May
Fida, May 1
Monnɔ ahɔho.—Deut. 10:19.
Nnansa yi, nkurɔfo pii aguan afi wɔn man mu akɔ aman pii so akɔyɛ atubrafo. Nkurɔfo a wɔabɛtena wo mpɔtam foforo no, wubetumi asua sɛnea wokyia wɔ wɔn kurom kasa mu. Bio nso, wubetumi asua nsɛm kakra a ebetumi ama wɔn ani agye asɛm a woreka no ho. Afei, wubetumi atwe wɔn adwene akɔ jw.org na woakyerɛ wɔn video ne nhoma ahorow a ɛwɔ wɔn kasa mu. Yehowa dɔ yɛn, enti wama yɛn Abrabɔ ne Asɛnka Adesua no sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ asɛnka adwuma no yiye. Nkyerɛkyerɛ a yenya wɔ saa nhyiam yi ase no boa yɛn mu pii ma yenya ahotoso kɛse de yɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua. Awofo, mommoa mo mma ma wonhu sɛnea wɔde wɔn ankasa nsɛm bɛma mmuae, na ama wɔn kanea ahyerɛn. Ɛtɔ da a, mmuae ntiantiaa a mmofra fi wɔn komam ma kanyan wɔn a wɔakyerɛ asɛm no ho anigye foforo ma wohu sɛ nokware no ni.—1 Kor. 14:25. w18.06 22-23 ¶7-9
Memeneda, May 2
Munnye mo ho mo ho, sɛnea Kristo nso gyee yɛn no.—Rom. 15:7.
Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, bere bi na yɛn nyinaa yɛ “ananafo,” anaa ahɔho, na na yɛmmɛn Onyankopɔn. (Efe. 2:12) Nanso Yehowa de “ɔdɔ hama” twee yɛn baa ne nkyɛn. (Hos. 11:4; Yoh. 6:44) Kristo nso gyee yɛn. Sɛ yɛbɛka a, Kristo buee ɔpon maa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi abɛka Onyankopɔn abusua ho. Yɛn sintɔ nyinaa akyi no, Yesu ayi ne yam agye yɛn, enti ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛka sɛ yɛrennye obi! Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a wiase bɔne yi awiei rebɛn no, mpaapaemu, ɔtan hunu, ne nitan bɛkɔ anim. (Gal. 5:19-21; 2 Tim. 3:13) Nanso Yehowa asomfo de, yɛhwehwɛ nyansa a efi soro. Ɛno de, ɛnyɛ nyiyim, na ɛpɛ asomdwoe. (Yak. 3:17, 18) Sɛ yɛne nnipa a wofi aman foforo so fa nnamfo, yegye sɛnea wɔyɛ wɔn ade tom, na mpo yesua wɔn kasa a, ɛma yɛn ani gye. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na yɛn trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.—Yes. 48:17, 18. w18.06 12 ¶18-19
Kwasida, May 3
Momfa asomdwoe asɛmpa no nyɛ mo nan ase mpaboa.—Efe. 6:15.
Sɛ Roma sraani nhyɛɛ ne mpaboa a, na ɛkyerɛ sɛ ɔnyɛɛ krado sɛ ɔbɛkɔ ɔko. Ná wɔde aboa nhoma a ɛfam so mmiɛnsa na ɛyɛ ɔsraani mpaboa, enti na ɛma otumi tia fam yiye. Sɛnea wɔyɛɛ mpaboa no ma etumi kyɛ, na ɔhyɛ nso a ne ho tɔ no. Mpaboa a na Roma asraafo hyɛ no, na wɔde kɔ ɔko, nanso sɛnkyerɛnne kwan so mpaboa a Kristofo hyɛ no de, ɛboa wɔn ma wɔkɔka asomdwoe asɛm. (Yes. 52:7; Rom. 10:15) Ɛno mpo no, ebehia sɛ yenya akokoduru na sɛ hokwan bue a, yɛatumi adi adanse. Aberante bi a ne din de Bo adi mfe 20. Ɔka sɛ: “Ná misuro sɛ medi me mfɛfo sukuufo adanse. Ɛbɛyɛ sɛ na fɛre ntia. Ɛnnɛ midwen ho a, minhu nea enti a na ɛsɛ sɛ mefɛre. Seesei ɛyɛ me dɛ sɛ mitumi di m’atipɛnfo adanse.” Mmabun bebree ahu sɛ, sɛ wosiesie wɔn ho yiye sɛ wɔbɛka asɛmpa no a, ɛnyɛ wɔn den koraa sɛ wobedi afoforo adanse. w18.05 29 ¶9-11
Dwoda, May 4
‘Monkɔ so nsow aba pii.’—Yoh. 15:8.
Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Mede m’asomdwoe ma mo.” (Yoh. 14:27) Asomdwoe a Yesu de akyɛ yɛn yi, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so asow aba? Sɛ yɛkɔ so ka asɛm no a, yɛte nka wɔ yɛn mu sɛ yɛwɔ asomdwoe a enni awiei efisɛ yenim sɛ Yehowa ne Yesu ani sɔ nea yɛreyɛ no. (Dw. 149:4; Rom. 5:3, 4; Kol. 3:15) Bere a Yesu kaa sɛ ɔpɛ sɛ asomafo no anigye ‘yɛ mã’ no, ɔma wohuu nea enti a ehia sɛ woyi wɔn yam dɔ afoforo. (Yoh. 15:11-13) Afei ɔkaa sɛ: “Mafrɛ mo nnamfo.” Ɛyɛ akyɛde a ɛsom bo pa ara sɛ obi ne Yesu bɛfa adamfo! Dɛn na na ehia sɛ asomafo no yɛ na ama Yesu akɔ so ayɛ wɔn adamfo? Ná ɛsɛ sɛ ‘wɔkɔ kɔsow aba.’ (Yoh. 15:14-16) Mfe mmienu a atwam no, na Yesu aka akyerɛ n’asomafo no sɛ: “Sɛ mokɔ a, monka sɛ, ‘Ɔsoro ahenni no abɛn.’” (Mat. 10:7) Enti anadwo a etwa to ansa na Yesu rewu no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so nyɛ adwuma a na wɔafi ase no.—Mat. 24:13; Mar. 3:14. w18.05 20-21 ¶15-16
Benada, May 5
Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.—Gal. 6:7.
Mmabun, momfa nsi mo ani so sɛ mobɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Wei kyerɛ sɛ, mode botae a ɛbɛma moabɛn Yehowa besisi mo ani so. Ebia nea mmabun foforo a wɔte sɛ mo de asi wɔn ani so ne sɛ wobegye wɔn ani, na wobetumi aka akyerɛ mo sɛ mommɛka wɔn ho. Sɛnea ɛte biara, bere bi bɛba a ebehia sɛ mokyerɛ ampa ara sɛ moasi mo bo sɛ mubedu mo botae no ho. Ɛnsɛ sɛ moma atipɛnfo nhyɛso twetwe mo adwene fi botae a mode asi mo ani so no ho. Akwan pii wɔ hɔ a mubetumi afa so agyina atipɛnfo nhyɛso ano. Ebi ne sɛ, mobɛtwe mo ho afi tebea ahorow a muhu sɛ ebetumi asɔ mo ahwɛ ho. (Mmeb. 22:3) Afei nso, sɛ mode mo ho kɔbɔ nkurɔfo a wɔyɛ nneɛma bɔne a, mo de, monhwɛ nsunsuanso bɔne a ɛde bɛba mo so. Ade foforo nso a ebetumi aboa mo ne sɛ mubegye atom sɛ muhia afotu. Mobrɛ mo ho ase a, nyansahyɛ a mo awofo ne asafo no mufo a wɔn ho akokwaw de bɛma mo no, mubegye atom. (1 Pet. 5:5, 6) Yemmisa sɛ, wobrɛ wo ho ase tie afotu pa? w18.04 28-29 ¶14-16
Wukuda, May 6
Munkura nea mowɔ no mu denneennen nkosi sɛ mɛba. Na nea odi nkonim na odi me nnwuma akyi kosi awiei no, mɛma no amanaman no so tumi.—Adi. 2:25, 26.
Asɛm a Yesu kyerɛw kɔmaa asafo ahorow a ɛwɔ Asia Kumaa no mu no, ɔkyerɛɛ adwuma a n’akyidifo yɛe no ho anisɔ. Ɛho nhwɛso ni. Bere a ɔrekyerɛw krataa akɔma Tiatira asafo no, odii kan kaa sɛ: “Minim wo nnwuma, ne wo dɔ ne gyidi ne ɔsom adwuma ne boasetɔ, na nea woyɛ seesei no sen kan de no.” (Adi. 2:19) Nkɔso kɛse a na wɔanya wɔ wɔn som adwuma mu no, Yesu kamfoo wɔn wɔ ho; ɛnna ɔsan kamfoo wɔn wɔ suban a ɛkanyan wɔn ma wɔyɛɛ saa nnwuma pa no ho. Ɛwom, na ɛho hia sɛ Yesu de afotu ma Tiatira asafo no mufo bi, nanso ɔde nkuranhyɛsɛm na efii ne krataa no ase, na nkuranhyɛ nso na ɔde wiei. (Adi. 2:27, 28) Yesu na ɔyɛ asafo no nyinaa ti, wo de hwɛ tumi a ɔwɔ. Adwuma a yɛyɛ ma no no, enhia sɛ ɔda yɛn ase wɔ ho. Nanso, ɔkyerɛ nea yɛyɛ ho anisɔ. Hwɛ nhwɛso pa a wayɛ ama asafo mu mpanyimfo! w19.02 16 ¶10
Yawda, May 7
‘Yuda ne Silas kaa nsɛm pii de hyɛɛ wɔn nkuran na wɔhyɛɛ wɔn den.’—Aso. 15:32.
Akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so no hyɛɛ wɔn a na wodi nneɛma anim wɔ asafo no mu ne Kristofo nyinaa nkuran. Wɔsomaa wɔn mu mmienu, Petro ne Yohane, sɛ wɔnkɔbɔ mpae mma wɔn a na wɔabɛyɛ Kristofo no mma wonnya honhom kronkron. (Aso. 8:5, 14-17) Mmoa a akwankyerɛ kuw no de maa Filipo ne wɔn a na Filipo aboa wɔn ama wɔabɛyɛ Kristofo no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ wɔn nkuran pa ara! Ɛnnɛ, anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ Betel, afoforo a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma titiriw, ne nokware Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no hyɛ wɔn nkuran. Sɛnea Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so dii ahurusi no, yɛn nso sɛ Akwankyerɛ Kuw no hyɛ yɛn nkuran a, yedi ahurusi saa ara! Afei nso, afe 2015 no, Akwankyerɛ Kuw no tintim nhomawa a wɔato din San Bra Yehowa Nkyɛn. Saa nhomawa yi ahyɛ nnipa pii nkuran pa ara wɔ wiase baabiara. w18.04 19 ¶18-20
Fida, May 8
Mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.—Yoh. 8:32.
Ebia nkurɔfo adwene bɛyɛ wɔn sɛ, sɛ wonya ahofadi pii a, ebesi wɔn yiye. Nanso nokwasɛm ne sɛ, sɛ obi wɔ ahofadi a enni ano a, ɛte sɛ nkrante anofanu. Sɛ anka mmara biara nni hɔ a, sɛn na anka wiase bɛyɛ? Wei nti nhoma bi ka sɛ: “Mmara a nnipakuw biara wɔ no ayɛ biribi a ɛwɔ hɔ; ɛbɔ nkurɔfo no ho ban na bere koro no ara esiw wɔn kwan wɔ nneɛma bi ho.” (The World Book Encyclopedia) Sɛ nhoma no ka sɛ “ayɛ biribi a ɛwɔ hɔ” a, edi sa. Wo deɛ, hwɛ mmara a nnipa ahyehyɛ; buburigyaa. Mmaranimfo ne atemmufo a wɔbɛkyerɛkyerɛ mu na wɔde ayɛ adwuma nso de, wɔdɔɔso pa ara. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya ahofadi ankasa a Yesu kaa ho asɛm no a, ehia sɛ yɛyɛ nneɛma mmienu bi. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yegye nokware a ɔkyerɛkyerɛe no tom. Nea ɛto so mmienu, ɛsɛ sɛ yɛbɛyɛ n’asuafo. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya ahofadi ankasa. Nanso, dɛn ho ahofadi na yebenya? Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne akoa. . . . Sɛ Ɔba no ma mode mo ho a, mobɛde mo ho ampa.”—Yoh. 8:34, 36. w18.04 6-7 ¶13-14
Memeneda, May 9
Mo nyinaa . . . munnya tema.—1 Pet. 3:8.
Yɛn ani gye ho sɛ yɛne nkurɔfo a wɔwɔ tema ma yɛn na wɔpɛ sɛ esi yɛn yiye bɛbɔ. Biribi to yɛn a, wɔfa no sɛ ɛyɛ wɔn na ato wɔn, kyerɛ sɛ, wohu nea yɛrefa mu ne sɛnea yɛte nka. Ɛtɔ da a, wodi kan hu nea yehia, na yemmisa wɔn mpo ansa na wɔaboa yɛn. Nkurɔfo a wɔda no adi sɛ wɔwɔ “tema” ma yɛn no, yɛn ani sɔ wɔn. Nea Kristofo nyinaa pɛ ne sɛ yebenya tema ama afoforo. Nanso nokwasɛm ne sɛ, ɛtɔ da a, ɛnna fam, gye sɛ yɛyere yɛn ho. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, yɛtɔ sin. (Rom. 3:23) Wei ma yɛtaa dwen yɛn nko ara ho, enti ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ansa na yɛatumi adwen afoforo ho. Afei nso, yɛn mu bi wɔ hɔ a ntetee a yenyae ne nneɛma a yɛafa mu nti, gye sɛ yɛyere yɛn ho ansa na yɛatumi anya tema ama afoforo. Nea etwa to no, nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia nneyɛe nso betumi aka yɛn. Nna a edi akyiri yi mu no, nnipa pii nnwen sɛnea afoforo te nka ho. Mmom, wɔyɛ “ahopɛ.” (2 Tim. 3:1, 2) Nanso, sɛ yesuasua Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo a, yebetumi anya tema kɛse ama afoforo. w19.03 14 ¶1-3
Kwasida, May 10
Bɔ wo koma ho ban.—Mmeb. 4:23.
Mmara Nsɛm Du no, nea etwa to no kaa sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere obi ade. (Deut. 5:21; Rom. 7:7) Yehowa de saa mmara no mae de kyerɛɛ asuade titiriw bi. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo bɔ wɔn koma ho ban, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛnea wɔte nka wɔ nneɛma ho ne wɔn nsusuwii yiye. Yehowa nim sɛ nsusuwii bɔne ne akɔnnɔ bɔne na ɛma nkurɔfo yɛ bɔne. Saa afiri no yii Ɔhene Dawid. Sɛ yɛbɛka a, na Dawid yɛ onipa pa. Nanso bere bi, n’ani beree ɔbarima foforo yere. Akɔnnɔ a onyae no ma ɔyɛɛ bɔne. (Yak. 1:14, 15) Dawid sɛee aware, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛdaadaa ɔbea no kunu, na ɛno akyi no, ɔmaa wokum ɔbea no kunu no. (2 Sam. 11:2-4; 12:7-11) Yehowa hu sɛnea obi te ankasa sen sɛnea nnipa hu onii no. Ohu nea ɛwɔ yɛn mu ankasa, nea ɛwɔ yɛn koma mu tɔnn. (1 Sam. 16:7) Biribiara nni hɔ a yebetumi de asie a onhu, yɛn nsusuwii, sɛnea yɛte nka wɔ nneɛma ho, ne yɛn nneyɛe biara. Ɔhwehwɛ nneɛma pa a ɛwɔ yɛn koma mu, na ɔpɛ sɛ yɛkɔ so yɛ saa nneɛma no. Nanso, ɔpɛ sɛ yedi kan hu nsusuwii bɔne na yedi so, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenyɛ bɔne.—2 Be. 16:9; Mat. 5:27-30. w19.02 22 ¶9, 11
Dwoda, May 11
Monhwehwɛ Yehowa, asase so ahobrɛasefo . . . Monhwehwɛ ahobrɛase.—Sef. 2:3.
Bible kaa Mose ho asɛm sɛ ɔyɛ “ɔbarima a odwo sen obiara wɔ asase so.” (Num. 12:3) Wei kyerɛ sɛ na ɔyɛ mmerɛw, ontumi nsisi gyinae, na na osuro sɛ ɔde ne nan besi fam anaa? Saa na ebia ebinom bɛka afa obi a odwo ho. Nanso, saa asɛm no nyɛ nokware. Ná Mose yɛ Onyankopɔn somfo a ɔyɛ den, otumi sisi gyinae, na ɔwɔ akokoduru. Yehowa boaa no ma otumi kɔɔ Egypt hene a na ɔwɔ tumi kɛse no anim, odii nnipa bɛyɛ 3,000,000 anim de wɔn faa sare so, na ɔboaa Israel man no ma wodii wɔn atamfo so nkonim. Nsɛnnennen a Mose dii so no, ɛnyɛ bi na yehyia, nanso da biara da nkurɔfo a yɛne wɔn di anaa tebea ahorow a yɛfa mu no, ɛma ɛyɛ den sɛ yɛbɛda ahobrɛase adi. Nanso, yɛwɔ nea enti pa ara a ɛsɛ sɛ yenya saa suban yi. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ “ahobrɛasefo benya asase no adi.” (Dw. 37:11) Wobɛka sɛ wowɔ ahobrɛase anaa? Afoforo bɛka sɛ wowɔ ahobrɛase anaa? w19.02 8 ¶1-2
Benada, May 12
Wɔn a wɔka sɛ . . . bɔne yɛ papa no nnue.—Yes. 5:20.
Nnipa wɔ ahonim. Ɛte saa fi bere a wɔbɔɔ onipa too asase so. Bere a Adam ne Hawa buu Yehowa mmara so no, wokohintawee. Wei ma yehu sɛ na wɔn ahonim bu wɔn fɔ. Yebetumi de wɔn a wɔntetee wɔn ahonim yiye atoto po so hyɛn a ne stia a wɔde dannan no asɛe ho. Sɛ po so hyɛn retu kwan na ne stia nyɛ adwuma yiye a, ebetumi ayɛ hu pa ara. Ɛnyɛ den koraa sɛ mframa ne po asorɔkye betumi ama hyɛn no afom kwan. Stia a ɛyɛ adwuma yiye betumi aboa nea ɔreka po so hyɛn no, na wanyera kwan. Yebetumi de yɛn ahonim atoto stia a wɔde dannan po so hyɛn de kyerɛ ne kwan ho. Ahonim yɛ biribi a ɛwɔ yɛn mu a ɛma yehu sɛ biribi yɛ papa anaa bɔne, na ɛma yetumi fa ɔkwan pa so. Nanso, nea ɛbɛyɛ na yɛn ahonim akyerɛ yɛn kwan yiye no, ɛsɛ sɛ yɛteɛteɛ no yiye. Sɛ obi antete n’ahonim yiye a, ɛremmɔ no kɔkɔ wɔ bɔne ho. (1 Tim. 4:1, 2) Sɛ yɛn ahonim te saa a, ebetumi ama yɛanya adwene mpo sɛ “bɔne yɛ papa.” w18.06 16 ¶1-3
Wukuda, May 13
Mommfa wiase nhyehyɛe yi su.—Rom. 12:2.
Ɛsɛ sɛ yehu wiase adwene a wɔhyɛ ho nkuran wɔ anifere kwan so no, na yɛtwe yɛn ho fi ho. Sɛ nhwɛso no, nsɛm ho amanneɛbɔfo betumi de nsɛm bi ato gua wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛkyerɛ sɛ wɔde rekamfo amanyɔkuw bi nhyehyɛe. Amanneɛbɔ no bi nso wɔ hɔ a, ɛkamfo botae a nkurɔfo de asisi wɔn ani so ne nneɛma a nkurɔfo atumi ayɛ a wiase no ani gye ho. Sini ne nhoma ahorow bi hyɛ pɛsɛmenkominya ho nkuran, kyerɛ sɛ, ɛma nkurɔfo hwehwɛ nea ɛbɛboa wɔne wɔn mmusua nkutoo. Wɔma pɛsɛmenkominya adwene a ɛte saa no yɛ sɛ nea asɛm biara nni ho, ɛyɛ papa, na ɛteɛ mpo. Nanso, adwene a ɛte saa nnyina Bible so. Bible ka sɛ, sɛ yɛne yɛn abusua ani begye pa ara a, ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa sen biribiara. (Mat. 22:36-39) Wei nkyerɛ sɛ ɛyɛ mfomso sɛ yɛde nneɛma a ɛfata begye yɛn ani. Nanso, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho saa nsɛm yi: ‘Sɛ wɔhyɛ wiase adwene ho nkuran wɔ anifere kwan so mpo a, yetumi hu anaa? TV so dwumadi anaa nhoma ahorow bi wɔ hɔ a mehwɛ sɛ me ne me mma renhwɛ anaa yɛrenkenkan? Mereboa me mma ama wɔanya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔte anaa wohu biribi a ɛyɛ wiase adwene a, wɔrensuasua anaa?’ w18.11 22 ¶18-19
Yawda, May 14
Nsuro efisɛ meka wo ho.—Yes. 41:10.
Yehowa de n’adwene si yɛn so, na ɔda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn ma yehu sɛ ɔka yɛn ho. Yɛnhwɛ sɛnea ɔka ne komam asɛm kyerɛ yɛn. Yehowa ka sɛ: ‘Wosom bo m’ani so, midi wo ni, na medɔ wo.’ (Yes. 43:4) Biribiara nni amansan yi mu a ɛbɛtetew ɔdɔ a Yehowa wɔ ma wɔn a wɔsom no no mu; ɔfam yɛn ho denneennen. (Yes. 54:10) Ɔhaw ahorow a ɛma asetena yɛ den no, Yehowa nhyɛɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ ebi ba yɛn so a obeyi afi hɔ, na mmom ɔremma ɔhaw a ɛte sɛ “asubɔnten” mmu mfa yɛn so anaa ɔremma sɔhwɛ ahorow a ɛte sɛ “ogyaframa” mma yenhu amane afebɔɔ. Wahyɛ yɛn bɔ sɛ obedi yɛn akyi, na waboa yɛn ama ‘yɛafa’ saa ɔhaw no mu. Dɛn na Yehowa bɛyɛ? Sɛ ɛba mpo sɛ yebewu a, Yehowa bɛboa yɛn aka yɛn koma ato yɛn yam sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so adi nokware ama no. (Yes. 41:13; 43:2) Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛka sɛ “medi w’akyi” no, sɛ yegye di a, yɛn nso yebenya akokoduru na yɛayɛ den bere a yɛrehyia sɔhwɛ. w19.01 3 ¶4-6
Fida, May 15
Onipa komam nsusuwii dɔɔso, na Yehowa agyina na ebetim.—Mmeb. 19:21.
Sɛ woyɛ ɔbabun a, ebia w’akyerɛkyerɛfo, sukuufo afotufo, anaa afoforo ahyɛ wo nkuran sɛ sua nhoma kɔ akyiri na ama woanya adwuma a ɛbɛma woanya sika pii. Nanso, Yehowa tu wo fo sɛ yɛ biribi foforo. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa pɛ sɛ woyere wo ho sua ade bere a wowɔ sukuu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wuwie a wubenya adwuma ayɛ ahwɛ wo ho. (Kol. 3:23) Onim nso sɛ bere a woyɛ ɔbabun no, ehia sɛ wusisi gyinae a ɛho hia a ɛfa wo daakye ho. Enti wama wo nnyinasosɛm a ɛbɛkyerɛ wo kwan na aboa wo ma woabɔ wo bra ama asɔ n’ani wɔ nna a edi akyiri yi mu. (Mat. 24:14) Yehowa nim biribiara, efisɛ onim nea ebesi daakye, na onim sɛnea awiei no abɛn pa ara nso. (Yes. 46:10; Mat. 24:3, 36) Bio nso, onim yɛn; onim nea ɛbɛma yɛn koma atɔ yɛn yam na ama yɛn ani agye. Ɛnna onim nneɛma a ebetumi abu yɛn abam ne nea ɛbɛhyɛ yɛn awerɛhow. Enti, sɛ nnipa afotu yɛ papa sɛ dɛn ara mpo na ennyina Onyankopɔn Asɛm so a, nyansa nnim koraa. w18.12 19 ¶1-2
Memeneda, May 16
Ɔdebɔneyɛfo nni hɔ bio.—Dw. 37:10.
Mmom, “ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Onyankopɔn maa Dawid san hyɛɛ nkɔm sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.” (Dw. 37:11, 29; 2 Sam. 23:2) Nkurɔfo a na wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no, wohwɛ a, saa bɔhyɛ ahorow yi kaa wɔn sɛn? Wonyaa nea wobegyina so ahwɛ kwan sɛ, bere bi bɛba a treneefo nko ara na wɔbɛtena asase so, na asase bɛdan paradise bio te sɛ Eden turo. Bere bi akyi no, Israelfo dodow no ara a na wɔkyerɛ sɛ wɔsom Yehowa no twee wɔn ho fii ne ho, na wogyaee nokware som. Enti Onyankopɔn maa Babilonfo dii ne nkurɔfo so nkonim, wɔsɛee wɔn asase no, na wɔde wɔn mu pii kɔɔ nkoasom mu. (2 Be. 36:15-21; Yer. 4:22-27) Nanso, Onyankopɔn adiyifo hyɛɛ nkɔm sɛ ne nkurɔfo no bɛsan aba wɔn asase so mfe 70 akyi. Saa nkɔmhyɛ ahorow no baa mu. Yɛn nso, saa nkɔmhyɛ ahorow no fa yɛn ho; ɛma yehu sɛ paradise bɛba asase so daakye. w18.12 4-5 ¶9-10
Kwasida, May 17
Sɛnea ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan, na m’adwene korɔn sen mo adwene.—Yes. 55:9.
Wiase afotu dodow no ara ne Kyerɛwnsɛm no nhyia. Nanso, afotu no bi wɔ hɔ a ebetumi aboa yɛn wɔ yɛn bere yi so asen nea Bible aka anaa? Yesu kaa sɛ: “Nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mat. 11:19) Wiase no anya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu; nanso ɔhaw akɛse a ɛmma nnipa ani nnye te sɛ ɔko, nnipa mu nyiyim, ne nsɛmmɔnedi de, wontumi nyɛɛ ho hwee. Na aguamammɔ a wiase no gye tom no nso ɛ? Nnipa pii gye tom sɛ, aguamammɔ mmoa mmusua, na mmom ɛtetew mmusua ntam, na ɛde yare ne ɔhaw afoforo na ɛba. Nanso, Kristofo a wogye Onyankopɔn nsusuwii tom de, nneɛma rekɔ yiye ma wɔn wɔ wɔn mmusua mu. Afei nso, esiane sɛ wɔbɔ bra pa nti, wɔwɔ apɔwmuden, na asomdwoe wɔ wɔne wɔn nuanom Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa ntam. (Yes. 2:4; Aso. 10:34, 35; 1 Kor. 6:9-11) Wei nkyerɛ sɛ Yehowa adwene korɔn sen wiase no de anaa? w18.11 20 ¶8-10
Dwoda, May 18
Fekubɔne sɛe ɔbra pa.—1 Kor. 15:33.
Ɛwom, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne yɛn abusuafo ntam bɛyɛ kama na yɛne wɔn adi no yiye, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yɛrentoto nokware no ase sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛsɔ wɔn ani. Ɛwom, yɛbɛkɔ so ayɛ nea yebetumi biara sɛ yɛne yɛn abusuafo bɛtena yiye, nanso wɔn a wɔdɔ Yehowa no nkutoo na yɛne wɔn benya adamfofa a emu yɛ den. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnam nokware no mu nyinaa yɛ kronkron. (Yes. 35:8; 1 Pet. 1:14-16) Bere a yɛreba nokware no mu no, na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ nsakrae na ama yɛatumi de Bible akwankyerɛ a ɛteɛ no abɔ yɛn bra. Ná ehia sɛ ebinom yɛ nsakrae akɛse. Sɛnea ɛte biara no, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn abrabɔ kronkron sesa ɔbrasɛe a ɛwɔ wiase yi mu no. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛamfa yɛn ho ankɔhyɛ ɔbrasɛe mu? Ade kɛse a Yehowa de mae sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ kronkron no, dwinnwen ho. Ɛno ne ne Dɔba Yesu Kristo mogya a ɛsom bo no. (1 Pet. 1:18, 19) Nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so ayɛ kronkron wɔ Yehowa ani so no, ehia sɛ yɛma sɛnea Yesu agyede afɔre no som bo no tena yɛn adwene ne yɛn koma mu bere nyinaa. w18.11 11 ¶10-11
Benada, May 19
Mede ntoboase bɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no. Me Nyankopɔn betie me.—Mika 7:7.
Anuanom a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no bebree ka sɛ ɛmfa ho nsakrae a ɛbaa wɔn asetenam no, ɔsom adwuma no a wɔkɔɔ so yɛe no ma wonyaa anigye ne adwempa. Sɛnea yɛahu no, sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ tebea biara a yɛbɛkɔ mu mu na yɛde ahotoso twɛn Yehowa a, yɛbɛkɔ so anya asomdwoe. Ebia yebehu mpo sɛ nsakrae a yɛagye atom no ama yɛne Yehowa ntam ayɛ kama. Sɛ w’asetena sesa mpofirim a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa dwen wo ho na ɔbɛboa wo bere a ɛsɛ mu. Nsakrae a ebetumi aba no bi ne sɛ adwuma a woyɛ wɔ Yehowa som mu betumi asesa, yare betumi abɔ wo, anaasɛ wubetumi anya abusua mu asɛyɛde foforo. (Heb. 4:16; 1 Pet. 5:6, 7) Nanso seesei de, yɛ nea wubetumi biara wɔ tebea biara a wowom no mu. Bɔ wo soro Agya no mpae, na fa wo ho to no so koraa. Sɛ woyɛ saa na w’asetena sesa mpo a, wobɛkɔ so anya asomdwoe. w18.10 30 ¶17; 31 ¶19, 22
Wukuda, May 20
[Yehowa nim] yɛn nipaban; ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.—Dw. 103:14.
Nhwɛso pii wɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ Yehowa dwen n’asomfo ho. Sɛ nhwɛso no, momma yɛnhwɛ sɛnea Onyankopɔn yii ne yam boaa Samuel bere a na ɔyɛ abofra ma ɔkɔkaa atemmusɛm kyerɛɛ Ɔsɔfo Panyin Eli, sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ 1 Samuel 3:1-18 no. Yehowa Mmara de ahyɛde maa mmofra sɛ wɔmfa obu mma nnipa a wɔn mfe akɔ anim, titiriw, nnipa a wɔwɔ tumi. (Ex. 22:28; Lev. 19:32) Wo de, twa ho mfoni hwɛ sɛ Samuel rekɔ Eli nkyɛn anɔpa akɔka Onyankopɔn atemmusɛm a emu yɛ den yi akyerɛ no pefee. Wohwɛ a, ɛbɛyɛ mmerɛw? Dabi, ɛrenyɛ mmerɛw! Nokwarem no, Bible ka sɛ “Samuel suroe sɛ ɔbɛka nea ohui no akyerɛ Eli.” Nanso, Onyankopɔn maa Eli hui pefee sɛ ɛyɛ ɔno Yehowa na ɔrefrɛ Samuel. Ɛno nti, Eli hyɛɛ Samuel sɛ ɔnka biribiara nkyerɛ no, na mma ɔmfa ‘asɛm baako’ mpo nhintaw no. Samuel yɛɛ osetie, na ‘ɔkaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no,’ na na n’asɛm no te sɛ asɛm bi a na wɔadi kan abɛka akyerɛ Eli. (1 Sam. 2:27-36) Samuel ne Eli ho nsɛm a ɛwɔ Bible mu no ma yehu sɛ Yehowa dwen nnipa ho na ɔyɛ onyansafo. w18.09 23 ¶2; 24 ¶4-5
Yawda, May 21
O Yehowa, hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu? . . . Nea . . . ɔka nokwasɛm ne komam.—Dw. 15:1, 2.
Ɛnnɛ, nkurɔfo ka atosɛm wɔ baabiara. Y. Bhattacharjee kyerɛw asɛm bi a ɔtoo din “Nea Enti a Yedi Atoro.” Ɔkaa sɛ: “Abɛda adi sɛ, atorodi yɛ suban a agye ntini kɛse wɔ nnipa mu.” Nkurɔfo taa di atoro de bɔ wɔn ho ban, anaasɛ wɔde pɛ anuonyam. Wodi atoro de kata mfomso ne bɔne a wodi so, anaa wɔde pɛ sika ne mfaso. Nhoma no mu asɛm no kaa sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a, “ɛnyɛ den sɛ wobedi atoro wɔ nneɛma akɛse ne nketewa mu.” Afei nso, “wodi atoro kyerɛ nnipa a wonnim wɔn, wɔn mfɛfo adwumayɛfo, wɔn nnamfo, ne wɔn adɔfo.” Dɛn na atorodi yi nyinaa akɔfa aba? Ɛmma nkurɔfo nnye wɔn ho wɔn ho nni, na etumi sɛe wɔn ntam. Odwontofo Dawid bɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Koma mu nokwaredi na w’ani gye ho.” (Dw. 51:6) Ná Dawid nim sɛ, nokware a ɛwɔ yɛn komam na yɛka. Nokware Kristofo ‘ka nokware kyerɛ wɔn yɔnko’ wɔ asetenam biribiara mu.—Sak. 8:16. w18.10 7 ¶4; 8 ¶9-10; 10 ¶19
Fida, May 22
Odii wɔn anim dwoodwoo, na wɔn koma antu.—Dw. 78:53.
Bere a Israelfo fii Egypt afe 1513 A.Y.B. no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔn dodow boro ɔpepem mmiɛnsa. Ná wɔyɛ awo ntoatoaso mmiɛnsa anaa nnan mpo. Ná ebinom yɛ mmofra, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, na ɛbɛyɛ sɛ na wɔn a wɔnte apɔw anaa wɔn a wɔyɛ ayarefo nso ka ho. Ná ebehia sɛ obi a obedi nnipadɔm a ɛte saa anim afi Egypt no yɛ Ɔkannifo a ɔwɔ ntease na odwen afoforo ho. Yehowa nam Mose so ma ɛdaa adi sɛ ɔte saa. Ɛno nti, bere a Israelfo no refi Egypt, baabi a na wɔatena daa no, na wonsuro. (Dw. 78:52) Dɛn na Yehowa yɛe a amma ne nkurɔfo ansuro na wɔn koma tɔɔ wɔn yam? Ade baako ne sɛ, bere a Yehowa dii wɔn anim fii Egypt no, na wɔahyehyɛ wɔn sɛ “asafodɔm.” (Ex. 13:18) Akyinnye biara nni ho sɛ, nhyehyɛe pa a ɛte saa no maa Israelfo nyaa awerɛhyem sɛ wɔn Nyankopɔn na odi wɔn anim. Afei nso, Yehowa de “omununkum dii wɔn anim awia,” na ɔde “ogya a ɛhyerɛn” dii wɔn anim anadwo. Wei maa Israelfo no hui sɛ Yehowa ka wɔn ho. (Dw. 78:14) Ná ɛte sɛ nea Yehowa reka akyerɛ wɔn sɛ: “Munnsuro. Meka mo ho, mɛkyerɛ mo kwan na mabɔ mo ho ban.” w18.09 26 ¶11-12
Memeneda, May 23
O sɛ wode me resie Adamoa mu ɛ, . . . sɛ worehyɛ me da na woakae me ɛ!—Hiob 14:13.
Bere a wɔrekyerɛw Bible no, Onyankopɔn asomfo anokwafo binom maa ɔhaw a na wɔrefa mu hyɛɛ wɔn so araa ma na wɔpɛ sɛ wowu. Yɛnhwɛ Hiob. Ná ne honam tutu no araa ma ɔkaa sɛ: “Mapo nkwa; merentena ase bio da.” (Hiob 7:16) Yona nso, sɛnea nneɛma kɔyɛe wɔ adwuma a Yehowa de maa no ho no, n’abam bui araa ma ɔkaa sɛ: “Afei Yehowa, gye me kra fi me nsam, na eye sɛ mewu sen sɛ mɛtena ase.” (Yona 4:3) Odiyifo nokwafo Elia nso, ɔmaa ɔhaw a ɔkɔɔ mu hyɛɛ ne so araa ma ɔsrɛe sɛ onwu. Ɔkaa sɛ: “Afei de, mabrɛ! O Yehowa, gye me kra fi me nsam.” (1 Ahe. 19:4) Nanso, na Yehowa bu n’asomfo anokwafo yi sɛ wɔsom bo, na na ɔmpɛ sɛ wowu. Yehowa ankasa antia wɔn sɛ wɔtee nka saa, na mmom, ɔboaa wɔn ma woyii adwene a na wɔanya sɛ wɔpɛ sɛ wowu no fii wɔn tirim, na ɔhyɛɛ wɔn den wɔ ɔdɔ mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so asom no nokware mu. w18.09 13 ¶4
Kwasida, May 24
Yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.—1 Kor. 3:9.
Wonim Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo sɛ wɔpɛ ahɔhoyɛ. Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu no, asɛmfua a wɔakyerɛ ase “ahɔhoyɛ” no kyerɛ “ayamye a yɛda no adi kyerɛ nnipa a yennim wɔn.” (Heb. 13:2) Nhwɛso pii wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ɛma yehu sɛnea yebegye afoforo hɔho. (Gen. 18:1-5) Yebetumi aboa afoforo bere biara a yebenya hokwan no; sɛ́ wɔne yɛn “bɔ abusua wɔ gyidi mu” anaa ɛnte saa no, ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn. (Gal. 6:10) Wubetumi ne Onyankopɔn ayɛ adwuma na ama woagye bere nyinaa asomfo a wɔrepɛ baabi atena hɔho anaa? (3 Yoh. 5, 8) Yɛyɛ saa a, ɛtaa ma ‘obiara nya nkuranhyɛ fi ne yɔnko hɔ.’ (Rom. 1:11, 12) Onyankopɔn Asɛm hyɛ mmarima a wɔwɔ asafo no mu nkuran sɛ wɔne Yehowa nyɛ adwuma mma wɔmpaw wɔn sɛ asafo mu asomfo ne mpanyimfo. (1 Tim. 3:1, 8, 9; 1 Pet. 5:2, 3) Wɔn a wɔyɛ saa no pɛ sɛ wɔboa afoforo wɔ Yehowa som mu ne wɔn asetena mu. (Aso. 6:1-4) Anuanom a wɔyɛ asafo mu nnwuma no bɛka akyerɛ wo sɛ, sɛ woboa afoforo a, w’ani begye pa ara. w18.08 24 ¶6-7; 25 ¶10
Dwoda, May 25
Ntwiw ɔpanyin anim. Mmom no, wo ne no nni sɛ agya.—1 Tim. 5:1.
Ɛwom sɛ na Timoteo wɔ tumi bi wɔ anuanom a wɔn mfe akɔ anim saa no so de, nanso na ɛsɛ sɛ onya ayamhyehye ne obu ma wɔn. Ɛsɛ sɛ yɛte saa nnyinasosɛm no ase sɛn? Nhwɛso bi ni. Sɛ obi a ne mfe akɔ anim ahyɛ da reyɛ bɔne anaa ɔrehyɛ biribi a Yehowa ani nnye ho ho nkuran a, ɛsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so anaa? Yehowa rennyina nea ohu so mmu atɛn, na ɔrenka sɛ esiane sɛ obi mfe akɔ anim nti, ɔhyɛ da yɛ bɔne a, ɔrenyɛ no hwee. Hyɛ nnyinasosɛm a ɛwɔ Yesaia 65:20 no nsow. Ɛka sɛ: “Ɔbɔnefo de, sɛ odi mfe ɔha mpo a, ebewie no bɔne.” Nnyinasosɛm a ɛte saa wɔ anisoadehu a Hesekiel nyae no mu. (Hes. 9:5-7) Ɛno nti, bere nyinaa nea ɛsɛ sɛ yɛma ehia yɛn titiriw ne sɛ yebenya obu ama Yehowa Nyankopɔn, Nea ne nna akyɛ no. (Dan. 7:9, 10, 13, 14) Sɛ yebu Yehowa a, yɛrensuro sɛ yɛbɛteɛ obi a ohia afotu so, ɛmfa ho mfe a wadi.—Gal. 6:1. w18.08 11 ¶13-14
Benada, May 26
Ogyimfo gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ n’anammɔn yiye.—Mmeb. 14:15.
Yɛn a yɛyɛ nokware Kristofo no, ehia sɛ yetumi hwehwɛ asɛm bi mu hu mu yiye na yesisi gyinae pa. (Mmeb. 3:21-23; 8:4, 5) Sɛ yɛantumi anyɛ saa a, ɛrenyɛ den koraa sɛ Satan ne ne wiase no bɛsɛe yɛn adwene. (Efe. 5:6; Kol. 2:8) Sɛ yehu nokware a ɛwɔ asɛm bi mu nkutoo a, ɛnna yebetumi asi gyinae pa. Ɛnnɛ, sɛ́ nkurɔfo de nsɛm repuapua nnipa ara ni. Intanɛt wɛbsaet, television, ne afoforo a wɔbɔ nsɛm ho dawuru de nsɛm a enni ano to gua. Nnipa pii nso wɔ hɔ a, wɔn nnamfo ne amannifo a wɔpɛ wɔn asɛm de e-mail, text message, ne nsɛm foforo guan wɔn ho. Esiane sɛ nkurɔfo hyɛ da pete nsɛm a ɛnyɛ nokware ne nsɛm a ɛma nkurɔfo adwene tu fra nti, sɛ yɛte asɛm bi a, ehia sɛ yɛyɛ ahwɛyiye na yɛtɔ yɛn bo ase hwehwɛ mu. w18.08 3 ¶1, 3
Wukuda, May 27
Woanya Onyankopɔn anim dom.—Luka 1:30.
Bere dui sɛ Onyankopɔn ma wɔwo ne Ba no sɛ onipa no, Yehowa paw Maria a ɔyɛ ɔbaabun a ɔbrɛ ne ho ase no sɛ ɔno na ɔbɛyɛ abofra a ɔbɛyɛ onipa titiriw no maame. Ná Maria te Nasaret. Ná Nasaret nyɛ kurow titiriw biara, na na ɛmmɛn Yerusalem ne n’asɔrefie fɛfɛ no. (Luka 1:26-33) Bere a Maria ne ne busuani Elisabet rebɔ nkɔmmɔ no, Maria daa no adi sɛ ɔne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. (Luka 1:46-55) Nokwasɛm ne sɛ, na Yehowa rehwɛ Maria, na ne nokwaredi nti, Yehowa ma onyaa hokwan a na n’ani nna. Awiei koraa no, bere a Maria woo Yesu no, Yehowa anhyɛ nnipa titiriw anaa atumfoɔ a wɔwɔ Yerusalem ne Betlehem no mu biara anuonyam efisɛ wammɔ wɔn amanneɛ. Saa bere no, na nguanhwɛfo a wommu wɔn sɛ wɔyɛ nnipa titiriw rehwɛ wɔn nguan wɔ wuram wɔ baabi a ɛbɛn Betlehem. Wɔn na Yehowa maa abɔfo kɔbɔɔ wɔn amanneɛ. (Luka 2:8-14) Ɛno akyi no, nguanhwɛfo no kɔhwɛɛ abofra a wɔawo no foforo no. (Luka 2:15-17) Bere a wɔhyɛɛ Yesu anuonyam saa no, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Maria ne Yosef ani gyei na ɛyɛɛ wɔn nwonwa! w18.07 9-10 ¶11-12
Yawda, May 28
Yehowa bo fuw Solomon.—1 Ahe. 11:9.
Adɛn na Yehowa bo fuw Solomon? Bible ka sɛ: “Efisɛ ne koma dan fii Yehowa . . . a oyii ne ho adi kyerɛɛ no mprenu no ho. Ná wabɔ no kɔkɔ wɔ eyi ho sɛ onnkodi anyame foforo akyi, nanso wanni nea Yehowa hyɛɛ no no so.” Ɛno nti, Solomon hweree Onyankopɔn anim dom, na Onyankopɔn annyina n’akyi bio. Solomon asefo anni Israel man mũ no nyinaa so bio, na wɔfaa amanehunu bebree mu mfe pii. (1 Ahe. 11:9-13) Sɛnea ɛtoo Solomon no, ade baako pa ara a ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam ne sɛ yɛbɛfa nnamfo a wommu Yehowa gyinapɛn anaa wɔnte ase. Ebinom wɔ asafo no mu, nanso ebia wɔn gyidi nyɛ den. Yɛn abusuafo, nkurɔfo a yɛne wɔn te mpɔtam, yɛn mfɛfo adwumayɛfo, anaa yɛn mfɛfo sukuufo a wɔnsom Yehowa nso betumi ama yɛne Yehowa ntam asɛe. Sɛnea ɛte biara no, sɛ nnipa a yɛne wɔn bɔ mmu Yehowa gyinapɛn a, bere rekɔ so no, wobetumi ama abusuabɔ pa a yɛne Onyankopɔn wɔ asɛe. w18.07 19 ¶9-10
Fida, May 29
Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.—1 Yoh. 5:19.
Satan fa sini ne television so dwumadi so pɛ sɛ nnipa dodow no ara nya n’adwene no bi. Onim sɛ nsɛm a etumi sisi a wɔde yɛ sini no nyɛ ade a yɛde gyigye yɛn ani kɛkɛ; etumi sesa adwene a yɛwɔ wɔ biribi ho, sɛnea yɛte nka, ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade. Yesu de nsɛm a etumi sisi kyerɛkyerɛe. Ebi ne Samariani yamyefo mfatoho no ne ɔba hohwini a ofii fie kɔsɛee n’agyapade nyinaa ho mfatoho a Yesu mae no. (Mat. 13:34; Luka 10:29-37; 15:11-32) Nanso, wɔn a wɔanya Satan adwene no bi no betumi afa nsɛm a etumi sisi so asɛe yɛn adwene. Enti, ehia sɛ yɛda ntease adi. Yebetumi ahwɛ sini ne TV so dwumadi ahorow de agyigye yɛn ani na yɛasua biribi afi mu a ɛrensɛe yɛn adwene. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye. Sɛ yɛrepɛ biribi a yɛde begyigye yɛn ani a, ɛfata sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Saa sini anaa TV so dwumadi yi rekyerɛ me sɛ, sɛ midi honam akɔnnɔ akyi a, asɛm biara nni ho anaa?’ (Gal. 5:19-21; Efe. 2:1-3) Sɛ wuhu sɛ dwumadi bi rehyɛ Satan adwene ho nkuran a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Twe wo ho fi ho ntɛm sɛnea wobɛtwe wo ho afi nsanyare bi ho no! w19.01 15-16 ¶6-7
Memeneda, May 30
‘Munnye nkwagye dade kyɛw no.’—Efe. 6:17.
Sɛnea dade kyɛw bɔ ɔsraani adwene ho ban no, yɛn “nkwagye anidaso” no bɔ yɛn adwene anaa yɛn nsusuwii ho ban. (1 Tes. 5:8; Mmeb. 3:21) Dɛn na Satan betumi ayɛ de adaadaa yɛn ama yɛatu yɛn dade kyɛw no? Yɛnhwɛ nea Satan de yɛɛ Yesu. Ná Satan nim pa ara sɛ Yesu wɔ anidaso sɛ obedi adesamma so daakye. Nanso na Yesu bɛtwɛn akosi sɛ Yehowa bere a wahyɛ bɛso. Ná Yesu behu amane na wawu ansa na wadi hene. Enti, Satan yɛe sɛ ɔbɛma Yesu anidaso no aba mu ntɛm ama no. Satan kaa sɛ, sɛ Yesu yɛ ade baako pɛ de som no a, obetumi ama wadi wiase so amonom hɔ ara. (Luka 4:5-7) Yɛn nso, Satan nim sɛ Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn nneɛma pa wɔ wiase foforo no mu. Nanso ehia sɛ yɛtwɛn, na enkosi sɛ saa bere no bɛba no, ebia yebehu amane. Enti Satan de nneɛma bi a ɛbɛma yɛn ho atɔ yɛn seesei sɔ yɛn hwɛ. Ɔpɛ sɛ yɛhwehwɛ honam fam nneɛma kan, na yenya ne nyinaa seesei ara. Satan mpɛ sɛ yɛde Ahenni no di kan, na mmom nea yɛn ankasa pɛ.—Mat. 6:31-33. w18.05 30-31 ¶15-17
Kwasida, May 31
Ma w’ani nnye wo mmeranteberem.—Ɔsɛnk. 11:9.
Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa pɛ sɛ wo koma ani gye wɔ wo mmabunberem. Fa botae a ɛbɛma woabɛn Yehowa sisi w’ani so, na wode Yehowa afotu ayɛ adwuma wɔ biribiara mu. Sɛ wufi wei ase ntɛm a, ɛrenkyɛ wubehu sɛ Yehowa rekyerɛ wo kwan, ɔrebɔ wo ho ban, na ne nhyira wɔ wo so. Wo de, dwinnwen afotu pa a woanya wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no nyinaa ho, na tie afotu yi: “Kae wo Bɔfo Kɛse no, wo mmeranteberem.” (Ɔsɛnk. 12:1) Ɛfata sɛ yɛkamfo mmabun a wɔwɔ asafo no mu pa ara, efisɛ wogyina nsɛnnennen a wohyia ano, na wɔde ayɛ wɔn botae sɛ wɔbɛsom Yehowa. Nea ɛma mmabun tumi yɛ saa ne sɛ, botae a ɛbɛma wɔabɛn Yehowa no, wɔyɛ ho adwuma, na wɔma asɛnka adwuma no ho hia wɔn pa ara. Afei nso, wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔremma wiase yi nntwetwe wɔn. Mmerante ne mmabaa betumi anya awerɛhyem sɛ, adwumaden a wɔreyɛ no renyɛ kwa. Wɔwɔ anuanom mmarima ne mmea a wɔdɔ wɔn na wɔtaa wɔn akyi. Sɛ wɔde wɔn ho hyɛ Yehowa nsa a, biribiara a wɔyɛ bewie yiye. w18.04 29 ¶17, 19