June
Dwoda, June 1
Sɛ mubisa Agya no hɔ biribiara me din mu a, ɔde bɛma mo.—Yoh. 15:16.
Akyinnye biara nni ho sɛ, na saa bɔhyɛ no bɛhyɛ asomafo no den! Ɛwom sɛ asomafo no ante ase ankasa sɛ ɛrenkyɛ na wɔn Kannifo no awu de, nanso na ɔrennyaw wɔn kwa. Sɛ wɔbɔ mpae hwehwɛ mmoa biara a ɛbɛma wɔadi ahyɛde a ɛne sɛ wɔnka Ahenni no ho asɛm no so a, na Yehowa ayɛ krado sɛ obetie wɔn. Nokwasɛm ne sɛ, ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa, na wohui sɛ Yehowa tiee wɔn. (Aso. 4:29, 31) Ɛnnɛ nso saa na ɛte. Sɛ yɛkɔ so sow aba a, Yesu ne yɛn fa adamfo. Afei, sɛ yehyia ɔhaw bere a yɛreka Ahenni no ho asɛmpa no, na yɛbɔ Yehowa mpae hwehwɛ mmoa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ wayɛ krado sɛ obetie yɛn. (Filip. 4:13) Yɛn ani sɔ pa ara sɛ yɛanya sɛ Yehowa tie yɛn mpaebɔ na yɛyɛ Yesu nnamfo! Akyɛde ahorow a Yehowa de ama yɛn yi hyɛ yɛn den ma yɛkɔ so sow aba.—Yak. 1:17. w18.05 21 ¶17-18
Benada, June 2
Momma . . . yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.—Heb. 10:24, 25.
Saa bere no, na aka bɛyɛ mfe nnum ama Yudafo Kristofo a wɔwɔ Yerusalem no ahu sɛ “Yehowa da” no reba. Ná wobehu sɛnkyerɛnne a Yesu kaa sɛ, sɛ wohu a wonguan mfi kurow no mu no. (Aso. 2:19, 20; Luka 21:20-22) Yehowa da no baa afe 70 Y.B. Saa bere no, Yehowa nam Romafo no so de atemmu baa Yerusalem so. Ɛnnɛ, biribiara kyerɛ sɛ Yehowa da ‘kɛse a ɛyɛ hu’ no abɛn. (Yoel 2:11) Odiyifo Sefania kaa sɛ: “Yehowa da kɛse no abɛn. Abɛn na ɛrepere pɛ ntɛm.” (Sef. 1:14) Saa nkɔmhyɛ no fa yɛn bere yi nso ho. Esiane sɛ Yehowa da no abɛn pɛɛ nti, Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ “yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.” (Heb. 10:24) Enti, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn nuanom ho hia yɛn kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahyɛ wɔn nkuran bere biara a ehia sɛ yɛyɛ saa. w18.04 20 ¶1-2
Wukuda, June 3
‘Ma wo bo nyɛ duru na wo ho nyɛ den. Nsuro na mmɔ hu, efisɛ baabi a wobɛkɔ biara no, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.’—Yos. 1:9.
Wei yɛ nkuranhyɛsɛm a Yehowa de maa Yosua ansa na ɔde Ne nkurɔfo no rekɔ Bɔhyɛ Asase no so! Ɛnyɛ nnipa mmaako mmaako bi nko ara na Yehowa hyɛɛ wɔn nkuran, na mmom ɔhyɛɛ ɔman mũ nso nkuran. Bere a Yudafo no wɔ nkoasom mu wɔ Babilon no, Yehowa hyɛɛ nkɔm bi a na ɛbɛhyɛ wɔn den. Ɔkaa sɛ: “Nsuro efisɛ meka wo ho. Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo. Mede me trenee nsa nifa beso wo mu denneennen.” (Yes. 41:10) Tete Kristofo no nso, Onyankopɔn hyɛɛ wɔn nkuran saa ara, na ɛnnɛ nso saa ara na ɔyɛ ma ne nkurɔfo. (2 Kor. 1:3, 4) Yesu nso nyaa nkuranhyɛ fii n’Agya hɔ. Bere a Yohane bɔɔ Yesu asu wiei no, Yesu tee ɛnne bi fi soro sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.” (Mat. 3:17) Wunhu sɛ saa asɛm yi bɛhyɛ Yesu den pa ara bere a na ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asase so no? w18.04 16 ¶3-5
Yawda, June 4
Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no de, nni bi.—Gen. 2:17.
Ɛnnɛ, sɛ ebinom kenkan ahyɛde a Yehowa de maa Adam no a, ebia wɔbɛka sɛ Yehowa amma Adam ahofadi a ɛbɛma watumi ayɛ nea ɔpɛ. Sɛ wɔka saa a, na wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ hokwan a obi wɔ sɛ ɔpaw nea ɔpɛ no, ɛte sɛ hokwan a obi wɔ sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne, nanso ɛnte saa. Ná Adam ne Hawa wɔ hokwan sɛ wɔkyerɛ sɛ wobetie Onyankopɔn anaa wɔrentie no. Nanso, Onyankopɔn nko ara na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne. “Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua” a na ɛwɔ Eden turom no na na ɛyɛ wei ho sɛnkyerɛnne. (Gen. 2:9) Ná Yehowa dɔ Adam ne Hawa, enti ɔnam ahyɛde a ɔde maa wɔn no so ma wohuu sɛnea wɔde ahofadi ankasa a wɔwɔ no bɛyɛ adwuma. Nea ɛkɔbae ne sɛ, Adam ne Hawa yɛɛ Yehowa so asoɔden. Gyinae a Adam ne Hawa sii no, ewiee ase no, ɛma wonyaa ahofadi pii anaa? Awerɛhosɛm ne sɛ, amma saa. Esiane sɛ na Adam ne Hawa pɛ sɛ wɔyɛ nea wɔn ankasa pɛ nti, ahofadi ankasa a Yehowa de maa wɔn no bɔɔ wɔn. w18.04 5-6 ¶9-12
Fida, June 5
Bere a wɔn ho hiahiaa wɔn no, ne ho hiahiaa no.—Yes. 63:9.
Yehowa asomfo rehu amane a, ne yam nhyehye no kɛkɛ, na mmom ɔyɛ biribi de boa wɔn. Nhwɛso bi ni. Bere a na Israelfo rehu amane wɔ nkoasom mu wɔ Egypt no, Yehowa huu ɛyaw a na wɔrefa mu, na ɛkaa no ma ɔyɛɛ biribi de gyee wɔn. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nokwarem no mahu me nkurɔfo . . . amanehunu, na mate apini a wosi . . . Minim wɔn brɛ nyinaa. Mɛkɔ akogye wɔn afi Egyptfo nsam.” (Ex. 3:7, 8) Esiane sɛ Yehowa yam hyehyee no maa ne nkurɔfo nti, ogyee wɔn fii nkoasom mu. Mfehaha pii akyi, bere a Israelfo wɔ Bɔhyɛ Asase no so no, ɛwom araa na atamfo kɔtow hyɛ wɔn so. Dɛn na Yehowa yɛe? Bible ka sɛ: “Ɛhaw Yehowa sɛ obehu sɛ wɔn atamfo ne asɔretiafo nti wɔresi apini.” Saa bere yi nso, Yehowa nyaa tema maa ne nkurɔfo, na ɔyɛɛ biribi de boaa wɔn. Ɔsomaa atemmufo ma wogyee Israelfo fii wɔn atamfo nsam.—Atem. 2:16, 18. w19.03 15 ¶4-5
Memeneda, June 6
So ɔbea werɛ befi ne nufu ano ba ma enti ne yam renhyehye no mma ne yafunu mu ba? Mmea yi werɛ betumi afi, nanso me de, me werɛ remfi wo.—Yes. 49:15.
Ná mmara mmienu a edi kan wɔ Mmara Nsɛm Du no mu no hwehwɛ sɛ Israelfo no som Yehowa nkutoo, na Yehowa bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔsom ahoni. (Ex. 20:3-6) Ɛnyɛ Yehowa na na obenya saa ahyɛde no so mfaso. Mmom, ne nkurɔfo no na na wobenya so mfaso. Bere a wɔkɔsom aman foforo anyame no, wohuu amane. Nanso, bere a Yehowa nkurɔfo dii nokware maa no, na wɔne wɔn ho wɔn ho dii no yiye no, ohyiraa wɔn. (1 Ahe. 10:4-9) Sɛ nkurɔfo a wɔka sɛ wɔsom Yehowa bu wɔn ani gu ne mmara so na wɔyɛ ne nkurɔfo bɔne a, ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ Yehowa na wama aba saa. Yehowa dɔ yɛn, na sɛ nkurɔfo bu yɛn ntɛnkyea anaa wɔne yɛn anni no yiye a, ohu. Sɛnea ɔte nka ma yɛn no, ɛsen sɛnea maame bi te nka ma ne ba kumaa koraa. Ɛwom, ebia abɔnefo a wonnu wɔn ho no, Yehowa remmu wɔn atɛn ntɛm, nanso bere a ɛsɛ mu no obebu wɔn atɛn wɔ sɛnea wɔne afoforo dii no ho. w19.02 22-23 ¶13-15
Kwasida, June 7
Ɛnyɛ me pɛ, na mmom ma wo pɛ nyɛ.—Luka 22:42.
Sɛ aka nnawɔtwe kakra ama Nkaedi no adu a, yɛtaa ka nea Yesu yɛe ne ahobrɛase a ɔdaa no adi de ne nkwa too hɔ sɛ agyede no ho asɛm wɔ yɛn asafo nhyiam ahorow ase. Sɛ ɛyɛ den ma yɛn mpo a, wei ka yɛn ma yesuasua sɛnea na Yesu brɛ ne ho ase no, na yɛyɛ Yehowa apɛde. Aka nna kakra ama Yesu awu no, ɔdaa akokoduru adi, na yedwinnwen akokoduru a ɔdaa no adi no ho. Ná onim pa ara sɛ ɛrenkyɛ na n’atamfo agu n’anim ase ahwe no, na wɔakum no. (Mat. 20:17-19) Ne nyinaa akyi no, ɔmaa kwan ma wokum no. Bere a wɔrebɛkyere no akokum no no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo a na wɔne no wɔ Getsemane no sɛ: “Monsɔre, momma yɛnkɔ. Hwɛ! Nea obeyi me ama no abɛn.” (Mat. 26:36, 46) Bere a basabasayɛfo a wokurakura akode bae sɛ wɔrebɛkyere Yesu no, ɔkɔɔ wɔn anim yii ne ho adi, na ɔka kyerɛɛ asraafo no sɛ wɔmma n’asomafo no nkɔ. (Yoh. 18:3-8) Hwɛ akokoduru soronko ara a Yesu daa no adi! Ɛnnɛ, Kristofo a wɔasra wɔn ne wɔn a wɔyɛ nguan foforo no yere wɔn ho sɛ wobesuasua Yesu na wɔada akokoduru adi. w19.01 27 ¶7-8
Dwoda, June 8
Monhwehwɛ ahobrɛase.—Sef. 2:3.
Sɛnea obi a ɔyɛ mfoni de kɔla ahorow bi a ɛyɛ fɛ yɛ mfoni no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya suban ahorow bi a ɛyɛ fɛ na ama yɛatumi abrɛ yɛn ho ase. Saa suban a ɛyɛ fɛ no bi pa ara ne osetie, odwo, ne akokoduru. Nnipa a wɔwɔ ahobrɛase nkutoo na wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Onyankopɔn apɛde no bi ne sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade odwo mu. (Mat. 5:5; Gal. 5:23) Yɛyɛ Onyankopɔn apɛde a, yɛhyɛ Satan abufuw. Enti, ɛwom sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yedwo de, nanso nnipa a wɔwɔ Satan wiase mu no pii tan yɛn. (Yoh. 15:18, 19) Ɛno nti, ehia sɛ yenya akokoduru na ama yɛatumi ako atia Satan. Sɛ obi nni ahobrɛase a, na ɔyɛ ahomaso, ne koko haw no, na ontie Yehowa. Saa pɛpɛɛpɛ na Satan te. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔtan ahobrɛasefo! Ahobrɛasefo suban pa ma obiara hu sɛ Satan yɛ ɔbɔnefo. Nea ɛyɛ Satan ahi koraa ne sɛ, ahobrɛasefo ma ɛda adi sɛ ɔyɛ ɔtorofo. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ ɛmfa ho nea Satan bɛka anaa ɔbɛyɛ biara no, ɔrentumi mma ahobrɛasefo nnyae Yehowa som!—Hiob 2:3-5. w19.02 8-9 ¶3-5
Benada, June 9
Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn.—Yes. 41:10.
Ná Yehowa nim sɛ ehu bɛka nnipa a wɔte Babilon no. Ná Medo-Persia asraafo a wɔyɛ den bɛtow ahyɛ Babilon so. Medo-Persia asraafo na na Yehowa bɛma wɔagye ne nkurɔfo afi Babilon nkoasom mu. (Yes. 41:2-4) Sɛ Babilonfo ne aman foforo so nnipa hu sɛ wɔn atamfo reba wɔn so a, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔremma ehu nka wɔn. Enti na wɔkeka kyerɛ wɔn ho sɛ: “Hyɛ wo ho den.” Afei nso, na wɔyeyɛ ahoni pii de yɛ wɔn anyame, na na wɔhwɛ kwan sɛ saa anyame no bɛbɔ wɔn ho ban. (Yes. 41:5-7) Nanso, Yehowa asɛm a Yesaia kyerɛwee no kaa Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu no koma too wɔn yam sɛ: “Israel, [wonte sɛ aman a atwa wo ho ahyia] woyɛ m’akoa; . . . Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn.” (Yes. 41:8-10) Yɛnhyɛ no nsow sɛ Yehowa kaa sɛ: “Mene wo Nyankopɔn.” Yehowa kaa saa asɛm no maa n’asomfo anokwafo no nyaa awerɛhyem sɛ ne werɛ mfii wɔn; na wɔda so ara yɛ ne man. Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Me ara na meturu mo na magye mo.’ Akyinnye biara nni ho sɛ, saa asɛm a ɛma awerɛkyekye yi hyɛɛ Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu no den.—Yes. 46:3, 4. w19.01 4 ¶8
Wukuda, June 10
Nne bi fi soro bae sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.”—Mar. 1:11.
Yehowa fi soro kasae mprɛnsa. Nea edi kan no wɔ Marko 1:9-11. Yehowa kaa sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.” Bere a Yesu tee sɛ n’Agya reka sɛ ɔdɔ no na ɔwɔ ne mu ahotoso no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛkaa Yesu koma! Asɛm a Yehowa kae no sii nokwasɛm titiriw mmiɛnsa a ɛfa Yesu ho so dua. Nea edi kan, Yesu yɛ ne Ba. Nea ɛto so mmienu, Yehowa dɔ ne Ba no. Nea ɛto so mmiɛnsa, Yehowa agye ne Ba no atom. Yehowa kaa sɛ “Woyɛ me Ba” de kyerɛe sɛ ɔne ne Dɔba Yesu anya abusuabɔ foforo. Ansa na Yesu reba asase so no, na ɔyɛ Onyankopɔn Ba a ɔyɛ honhom abɔde. Nanso, bere a Yesu bɔɔ asu no, Onyankopɔn de honhom kronkron sraa no. Saa bere no, Onyankopɔn kyerɛe sɛ Yesu yɛ ne Ba a ɔde honhom asra no, na wanya anidaso sɛ ɔbɛsan akɔ soro akɔyɛ Ɔhene ne Ɔsɔfo Panyin a Onyankopɔn apaw no. (Luka 1:31-33; Heb. 1:8, 9; 2:17) Enti bere a Yesu rebɔ asu no, na n’Agya wɔ nea enti pa ara a ɔkaa sɛ: “Woyɛ me Ba.”—Luka 3:22. w19.03 8 ¶3-4
Yawda, June 11
Nyansa . . . bi nni hɔ a ɛne Yehowa bedi asi.—Mmeb. 21:30.
Afotu bɔne bae akyɛ pa ara. Satan na odii kan maa nnipa afotu bɔne. Ahantan maa Satan yɛɛ ne ho ɔfotufo, na ɔka kyerɛɛ Hawa sɛ, sɛ ɔne ne kunu yɛ nea wɔn ankasa pɛ a, wɔn ani begye pa ara. (Gen. 3:1-6) Pɛsɛmenkominya na ɛmaa Satan yɛɛ saa. Ná ɔpɛ sɛ Adam ne Hawa ne wɔn asefo a wɔbɛba akyiri yi brɛ wɔn ho ase hyɛ n’ase na wɔsom ɔno mmom sen sɛ wɔbɛsom Yehowa. Nanso, biribiara a wɔwɔ no, Yehowa na na ɔde ama wɔn; wamma wɔanyɛ ankonam, ɔmaa wɔn turo fɛfɛ a wɔbɛtena mu, ne nipadua a ɛyɛ pɛ a ɛbɛma wɔatena ase daa. Awerɛhosɛm ne sɛ, Adam ne Hawa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden, na ɛma wɔtwee wɔn ho fii ne ho. Sɛnea wunim no, nea efii mu bae no yɛ awerɛhow pa ara. Wɔyɛɛ te sɛ nhwiren a atew afi ne dua so, na nkakrankakra wɔbɔɔ akwakoraa ne aberewa, na wowui. Nnome a bɔne de bae no maa wɔn mma nso huu amane. (Rom. 5:12) Nanso ɛnnɛ, nnipa dodow no ara yɛ wɔn adwene sɛ wɔrentie Onyankopɔn. Wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra sɛnea wɔn ankasa pɛ. (Efe. 2:1-3) Nea afi mu aba no ma yehu pefee sɛ ɛnnɛ asɛm no yɛ nokware turodoo. w18.12 20 ¶3-4
Fida, June 12
‘Saa nsɛm yi na yɛka, na yɛmfa nsɛm a wɔde nnipa nyansa kyerɛkyerɛ, na mmom nea wɔde honhom no kyerɛkyerɛ, na yɛde honhom mu nsɛm kyerɛkyerɛ honhom mu nneɛma mu.’—1 Kor. 2:13.
Ná ɔsomafo Paulo wɔ nyansa, na na onim nhoma pa ara; anyɛ yiye koraa no, na ɔte kasa mmienu. (Aso. 5:34; 21:37, 39; 22:2, 3) Nanso, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ osi nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne ho gyinae a, na onnyina wiase nyansa so, na mmom na ogyina Onyankopɔn Asɛm so na ɛyɛ saa. (Aso. 17:2; 1 Kor. 2:6, 7) Ɛno nti, Paulo som adwuma no sow aba pa ara, na na ɔhwɛ kwan sɛ ne nsa bɛka akatua a ɛbɛtena hɔ daa. (2 Tim. 4:8) Akyinnye biara nni ho sɛ, Onyankopɔn adwene korɔn sen wiase no adwene. Sɛ yɛde Onyankopɔn asɛm bɔ yɛn bra a, ɛbɛma yɛn ani gye pa ara na asi yɛn yiye. Nanso, Onyankopɔn renhyɛ yɛn sɛ yennya n’adwene no bi. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ne asafo mu mpanyimfo no nni yɛn adwene so tumi. (Mat. 24:45; 2 Kor. 1:24) Mmom, ɛyɛ Kristoni biara asɛyɛde sɛ ɔbɛbɔ mmɔden anya Onyankopɔn adwene. w18.11 20-21 ¶12-13
Memeneda, June 13
‘Awerɛhow ne apinisi beguan.’—Yes. 35:10.
Onyankopɔn nam Yesaia so hyɛɛ nkɔm sɛ, sɛ Onyankopɔn nkurɔfo san ba wɔn asase so a, wobenya asomdwoe. Nnipa a wɔn suban te sɛ mmoa anaa mmoa ankasa biara rentow nhyɛ wɔn so. Mmofra ne mpanyin nyinaa bɛtena ase dwoodwoo. (Yes. 11:6-9; 35:5-10; 51:3) Yesaia kae nso sɛ, “Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛnea nsu akata po so no.” Nkɔmhyɛ no anka sɛ Israel man no nkutoo na ebenya saa nhyira no, na mmom asase nyinaa. Yesaia san hyɛɛ nkɔm sɛ nnipa anaa mmoa rentow nhyɛ Israelfo a na wɔresan akɔ wɔn asase so no so. Ɔkaa sɛ wɔn asase no bɛma nnɔbae pii, efisɛ wobenya nsu pii te sɛ nea na nsu fɔw Eden turo no. (Gen. 2:10-14; Yer. 31:12) Saa bere no nko ara na na nkɔmhyɛ yi benya mmamu anaa? Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Israelfo a wɔsan kɔɔ wɔn asase so no nyaa ayaresa anwonwakwan so. Sɛ nhwɛso no, anifuraefo a na wɔwɔ wɔn mu no ansan anhu ade bio. Enti nea na Onyankopɔn rekyerɛ ne sɛ, daakye na ɔbɛsa ayarefo nyinaa yare. w18.12 5 ¶11-12
Kwasida, June 14
‘Kɔ so nantew nokware no mu.’—3 Yoh. 3.
Yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu daa. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu, yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ mu den? Kɔ so sua nokware a ɛsom bo a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu no na dwinnwen ho. Yi bere si hɔ daa fa sua nokware a ɛsom bo a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no fa tɔ nokware no. Woyɛ saa a, ɛbɛma woanya anisɔ kɛse ama nokware no, na ama woasi wo bo pa ara sɛ worentɔn nokware no, anaa woremfi mu da. Nokware no a yɛbɛtɔ akyi no, Mmebusɛm 23:23 ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛtɔ “nyansa ne nteɛso ne ntease” nso. Bible mu nimdeɛ a yebenya nko ara nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ yɛde nokware no bɔ yɛn bra. Yenya ntease a, ɛma yetumi de Yehowa ho ade a yɛasua no toto nea yenim dedaw ho. Nyansa kanyan yɛn ma yɛde nea yenim yɛ adwuma. Ɛtɔ da a, nokware no teɛ yɛn so, na ɛma yehu nsakrae a ehia sɛ yɛyɛ. Ɛsɛ sɛ yɛde akwankyerɛ a ɛte saa no yɛ adwuma ntɛm bere nyinaa. Ɛsom bo sen dwetɛ koraa.—Mmeb. 8:10. w18.11 9 ¶3; 11 ¶13-14
Dwoda, June 15
Tɔ nokware na ntɔn.—Mmeb. 23:23.
W’agyapade bɛn na ɛsom bo ma wo pa ara? Sɛ yɛka sɛ fa sesa biribi foforo a ɛnsom bo te sɛ ɛno a, anka wobɛyɛ? Yehowa asomfo a yɛahyira yɛn ho so ama no de, nsɛmmisa a ɛte saa no, yennwen ho mpo ansa na yɛama mmuae. Abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no, ɛno ne agyapade a ɛsom bo ma yɛn pa ara, na yɛremfa nsesa biribi foforo biara. Ade foforo nso a ɛsom bo ma yɛn pa ara ne nokware a ɛwɔ Bible mu no, efisɛ ɛno na ɛma yetumi ne yɛn soro Agya no nya saa abusuabɔ no. (Kol. 1:9, 10) Wo de, hwɛ nneɛma pii a yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no nam n’Asɛm Bible so kyerɛkyerɛ yɛn! Ɔma yehu sɛnea ne din ho hia, na ɔka ne su ahorow a ɛyɛ fɛ no ho asɛm kyerɛ yɛn. Ɔka agyede afɔre a ɛsom bo no nso ho asɛm kyerɛ yɛn; esiane sɛ ɔdɔ yɛn nti na ɔnam ne Dɔba Yesu so de maa yɛn. Yehowa san ka Mesia Ahenni no ne asase so Paradise ho anidaso asɛm kyerɛ yɛn. Ɔkyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra. Nokware a ɛwɔ Bible mu yi som bo ma yɛn efisɛ ɛma yɛbɛn yɛn Bɔfo no, na ɛma yenya anidaso wɔ yɛn asetena mu. w18.11 3 ¶1-2
Benada, June 16
Munnnidi atoro nnkyerɛ mo ho.—Kol. 3:9.
Biribiara nni hɔ a nnaadaafo a wɔte saa betumi de asie Yehowa, efisɛ “nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee.” (Heb. 4:13) Nhwɛso bi ni. Anania ne Safira bɔɔ pɔw bɔne wɔ wɔn koma mu sɛ wɔbɛdaadaa asomafo no. Wɔtɔn wɔn agyapade bi, nanso sika a wonyae no fã bi pɛ na wɔde kɔmaa asomafo no. Ná awarefo no pɛ sɛ asafo no mufo hu wɔn sɛ wɔyɛ nnipa pa. Ná wɔpɛ sɛ afoforo hu sɛ wɔayi wɔn yam pa ara na wɔayi ntoboa no, nanso na ɛnte saa ankasa. Yehowa huu nea wɔyɛe no, na ɔde asotwe a ɛfata maa wɔn. (Aso. 5:1-10) Yehowa bu atorodi sɛn? Nkurɔfo a wɔde adwemmɔne di atoro na wonnu wɔn ho nyinaa suasua Satan; wɔne Satan nyinaa bɛkɔ “ogya tare” no mu. (Adi. 20:10; 21:8; Dw. 5:6) Yenim sɛ Yehowa “nyɛ onipa na wadi atoro.” Nokwasɛm ne sɛ, “Onyankopɔn ntumi nni atoro.” (Num. 23:19; Heb. 6:18) Bible ka sɛ: “Yehowa kyi . . . atoro tɛkrɛma.” (Mmeb. 6:16, 17) Sɛ yebenya Yehowa anim dom a, ɛsɛ sɛ yɛka nokware bere nyinaa. w18.10 8 ¶10-13
Wukuda, June 17
Dwinnwen eyinom ho.—1 Tim. 4:15.
Fa no sɛ w’adwumawura aka akyerɛ wo sɛ tua sika bi ma wɔmfa nni afahyɛ bi a efi atoro som mu. Dɛn na wobɛyɛ? Adɛn nti na wunsusuw adwene a Yehowa wɔ wɔ nneɛma a ɛte saa ho seesei sen sɛ wobɛtwɛn ama biribi a ɛte saa asi ansa? Sɛ woyɛ saa na ɛba sɛ biribi a ɛte saa si a, ɛrenyɛ den sɛ wobɛyɛ nea ɛfata na woaka asɛm a ɛtɔ asom. Sɛ yedi kan dwinnwen nea yɛbɛyɛ na ama yɛakɔ so adi Yehowa nokware ho a, ɛno nso bɛboa yɛn bere a ayaresa ho nsɛm asɔre mpofirim. Yɛasi yɛn bo pa ara sɛ yɛrennye mogya anaa mogya mu nneɛma atitiriw nnan no. Nanso, akwan a wɔfa so de mogya di dwuma no bi wɔ hɔ a ehia sɛ Kristoni biara ankasa ma Bible nnyinasosɛm boa no ma osi gyinae de kyerɛ sɛ ɔwɔ Yehowa adwene. (Aso. 15:28, 29) Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ bere a yɛwɔ ayaresabea a ebia yɛrefa yaw mu anaa wɔrehyɛ yɛn sɛ yensi gyinae ntɛm no na ɛsɛ sɛ yesusuw nea yɛbɛyɛ wɔ saa asɛm yi ho. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa asɛm yi ho nhwehwɛmu, yɛhyehyɛ ayaresa tumi nkrataa te sɛ DPA (akwahosan sohwɛ tumi) kratasin no, na yɛne oduruyɛfo a ɔhwɛ yɛn kasa. w18.11 24 ¶5; 26 ¶15-16
Yawda, June 18
Nea otie me no de, ɔbɛtena hɔ komm.—Mmeb. 1:33.
Yehowa yɛ oguanhwɛfo a ɔdɔ ne nguan, na ɔboa ne nkurɔfo wɔ akwan pii so. Oyi ne yam twe wɔn ba ne nkyɛn, na ɔbɔ wɔn ho ban fi wɔn atamfo ho. Bere a yɛabɛn wiase nhyehyɛe yi awiei no, hwɛ sɛnea saa nokwasɛm yi ka yɛn koma to yɛn yam na ɛkyekye yɛn werɛ! Yehowa bɛkɔ so ahwɛ ne nkurɔfo wɔ ahohiahia kɛse a ɛrebobɔ ba no mu. (Adi. 7:9, 10) Enti, sɛ Onyankopɔn nkurɔfo yɛ mmofra oo, mpanyin oo, wɔte apɔw oo, wɔadi dɛm oo, wɔrensuro anaa wɔremmɔ hu wɔ ahohiahia kɛse no mu. Nokwasɛm ne sɛ, wobedi ahurusi mmom! Wɔbɛkae asɛm a Yesu Kristo kae yi: “Monsɔre nnyina na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.” (Luka 21:28) Sɛ Gog a ɛyɛ amanaman a wɔyɛ den a wɔaka abom a wɔwɔ tumi koraa sen Farao a ɔtenaa ase tete no tow hyɛ wɔn so mpo a, wobenya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛbɔ wɔn ho ban. (Hes. 38:2, 14-16) Adɛn nti na Onyankopɔn nkurɔfo benya ne mu awerɛhyem? Wonim sɛ Yehowa nsakra. Ɔbɛsan ada ne ho adi sɛ ɔyɛ Ogyefo a ɔdɔ ne nkurɔfo na odwen wɔn ho.—Yes. 26:20. w18.09 26 ¶15-16
Fida, June 19
Wosom bo m’ani so . . . na medɔ wo.—Yes. 43:4.
Bere a Israelfo anokwafo no tee Yehowa asɛm a ɛyɛ ɛnnɛ asɛm no, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ wɔn nkuran! Woyɛ Yehowa somfo, enti wo nso wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ wo pa ara. Onyankopɔn Asɛm hyɛ wɔn a wɔresom Onyankopɔn nokwarem no bɔ sɛ: “Ɔyɛ otumfoɔ, enti obegye nkwa. N’ani begye na wadi wo ho ahurusi.” (Sef. 3:16, 17) Sɔhwɛ biara a ebia Yehowa nkurɔfo behyia no, ɔhyɛ wɔn bɔ sɛ ɔbɛboa wɔn na wakyekye wɔn werɛ. Bible ka sɛ: “Wobeturu mo wɔ wɔn nkyɛnmu na wɔagyigye mo wɔ wɔn nan so. Sɛnea ɔbarima bi maame kyekye ne werɛ no, saa ara na me nso mɛkɔ so akyekye mo werɛ.” (Yes. 66:12, 13) Wuhu sɛ ɔbaatan turu ne ba wɔ ne nkyɛnmu, anaa ɔregye no agorɔ wɔ ne nan so a, hwɛ sɛnea ɛka koma pa ara! Yehowa de saa asɛm yi yɛ mfatoho ma yehu sɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma n’asomfo a wɔsom no nokwarem no, emu yɛ den pa ara. Enti ma w’adwene nsi wo pi sɛ wosom bo ma Yehowa, na odwen wo ho.—Yer. 31:3. w18.09 13 ¶6-7
Memeneda, June 20
Hena na wayi ne yam sɛ ɔde biribi bɛhyɛ ne nsam ama Yehowa?—1 Be. 29:5.
Tete no, Israelfo nyaa hokwan mpɛn pii a wɔde betu wɔn ho ama. (Ex. 36:2; Neh. 11:2) Ɛnnɛ, hokwan pii wɔ hɔ a wo nso wubetumi atu wo ho ama de wo bere, w’ahode, ne wo nimdeɛ aboa wo nuanom Kristofo. Sɛ wutu wo ho ma a, w’ani begye pa ara na wubenya nhyira pii. Wɔn a wotu wɔn ho ma boa ahyehyɛde no ma wosisi adan no, wɔtaa nya nnamfo foforo. Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Margie. Ɔde mfe 18 aboa ama wɔasisi Ahenni Asa. Mfe pii a ɔde ayɛ saa ɔsom adwuma yi nyinaa no, wama n’ani akũ anuanom mmabaa ho, na watete pii. Margie ahu sɛ saa adwuma no ama wanya hokwan ahyɛ afoforo gyidi den, na afoforo nso ahyɛ no den. (Rom. 1:12) Sɛ Margie hyia nsɛnnennen wɔ n’asetenam a, ne nnamfo a onyae bere a ɔboa ma wosisii Ahenni Asa no hyɛ no nkuran. Woatu wo ho ama aboa ma wɔasisi adan ama ahyehyɛde no pɛn? w18.08 25 ¶9, 11
Kwasida, June 21
Mma obiara mmmu aberante a woyɛ no abomfiaa. Mmom no, yɛ nhwɛso ma anokwafo wɔ ɔkasa, abrabɔ, ɔdɔ, gyidi, ne ahotew mu.—1 Tim. 4:12.
Bere a Paulo kaa saa asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo adi bɛyɛ mfe 30. Nanso, na Paulo de asɛyɛde a emu yɛ duru ahyehyɛ ne nsa. Nea ɛmaa Paulo de saa afotu no mae biara no, yehu aba a ɛwom no. Sɛ yɛresisi gyinae a ɛfa anuanom mmerante ho a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ mfe a wɔadi kɛkɛ. Ɛyɛ papa sɛ yɛkae sɛ, yɛn Awurade Yesu mpo, ne som adwuma a ɔyɛe wɔ asase so nyinaa no, ɔyɛe bere a na wadi mfe 30 ne kakra. Ebia yɛn amammerɛ mu no, nkurɔfo bu mmerante animtiaa. Sɛ saa na ɛte a, ebia asafo mu mpanyimfo bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛkamfo anuanom mmerante a wɔfata ama wɔapaw wɔn sɛ asafo mu asomfo anaa mpanyimfo. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo nyinaa kae sɛ, Kyerɛwnsɛm no nkaa mfe pɔtee a ɛsɛ sɛ ɔbarima bi di ansa na wɔapaw no sɛ asafo mu somfo anaa ɔpanyin.—1 Tim. 3:1-10, 12, 13; Tito 1:5-9 w18.08 11-12 ¶15-16
Dwoda, June 22
Po . . . nea wodi atoro frɛ no “nimdeɛ” . . . no.—1 Tim. 6:20.
Sɛ yebetumi asisi gyinae pa a, ehia sɛ yehu asɛm bi mu yiye. Enti, ɛnyɛ biribiara a yɛn nsa bɛka na ɛsɛ sɛ yɛkenkan, na mmom ehia sɛ yɛyɛ nyiyim pa ara. (Filip. 4:8, 9) Ɛnsɛ sɛ yɛsɛe bere kɔ Intanɛt wɛbsaet a asɛm wɔ ho kɔhwɛ nneɛma anaa kotie nsɛm wɔ hɔ. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛkenkan nsɛm bi a adanse biara nni ho a nkurɔfo de fa e-mail so brɛ yɛn. Ɛnsɛ sɛ yɛkɔ awaefo wɛbsaet biara. Wɔn botae ara ne sɛ wobebu Onyankopɔn nkurɔfo abam na wɔakyinkyim nokware no. Asɛm a enni nnyinaso bɛma yɛasisi gyinae bɔne. Ɛnsɛ sɛ wunya adwene da sɛ nnaadaasɛm rentumi nsɛe w’adwene ne wo koma. Yɛnhwɛ asɛm bi a esii wɔ Mose bere so. Bere a mmarima 12 a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔhwɛ Bɔhyɛ Asase no bae no, wɔn mu 10 amfa amanneɛbɔ pa amma. (Num. 13:25-33) Sɛnea wɔhããhãã wɔn ani guguu nsɛm mu no maa ehu kaa Yehowa nkurɔfo pa ara. (Num. 14:1-4, 6-10) Sɛ́ anka wɔbɛhwehwɛ nokware a ɛwɔ asɛm no mu na wɔde wɔn ho ato Yehowa so no, amanneɛbɔ a ɛnyɛ nokware no mmom na wogye dii. w18.08 4 ¶4-5
Benada, June 23
Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra pa.—1 Kor. 15:33.
Nnipa dodow no ara wɔ suban pa bi, na nkurɔfo pii a wonni asafo no mu nyi wɔn anim nyɛ nneɛma bɔne. Sɛ nnipa bi a wunim wɔn te saa a, wubetumi afa no sɛ wɔbɛyɛ nnamfo pa anaa? Bisa wo ho sɛ, sɛ wo ne wɔn bɔ a, ɛbɛka wo ne Yehowa abusuabɔ sɛn? Wɔbɛboa wo ama wo ne Yehowa abusuabɔ atu mpɔn anaa? Wunim nea ɛwɔ nkurɔfo a wɔte saa no koma mu? Sɛ nhwɛso no, dɛn na wɔtaa bɔ ho nkɔmmɔ? Ɛyɛ ntade ne ahosiesie a aba so, sika, mfiri a aba so, anigyede, anaa honam fam nneɛma foforo? Sɛ wɔrebɔ nkɔmmɔ a, wɔtaa ka afoforo ho nsɛmmɔne, anaa woyi nsɛnkwaa a kasafĩ wom? Ɛfata sɛ Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ayɛ koma mã no na ano ka.” (Mat. 12:34) Sɛ wuhu sɛ nkurɔfo a wo ne wɔn bɔ betumi ama abusuabɔ pa a wo ne Yehowa wɔ asɛe a, yɛ ho biribi ntɛm! Tew bere a wo ne wɔn bɔ so, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo ne wɔn ntwa adamfofa a ɛte saa mu.—Mmeb. 13:20. w18.07 19 ¶11
Wukuda, June 24
Ná Mose yɛ ɔbarima a odwo sen obiara wɔ asase so.—Num. 12:3.
Bere a Mose dii mfe 80 no, Yehowa maa no adwuma sɛ onkoyi Israelfo mfi nkoasom mu wɔ Egypt. (Ex. 3:10) Mose kɔɔ so ara sɛ ɔde nsɛm bi beyi ne ho ano mpɛn pii. Nanso, Yehowa nyaa Mose ho abotare, na mpo Yehowa maa Mose tumi ma ɔde yɛɛ anwonwade. (Ex. 4:2-9, 21) Anka Onyankopɔn betumi ahunahuna Mose ama wayɛ nea ɔreka no ntɛm ara. Nanso, Yehowa nyaa ne somfo a ɔbrɛ ne ho ase no ho abotare, na oyii ne yam maa no awerɛhyem sɛ obedi no akyi. Nea Yehowa yɛe yi maa nneɛma kɔɔ yiye anaa? Yiw, ɛmaa nneɛma kɔ yiye pa ara! Mose bɛyɛɛ ɔkannifo soronko. Sɛnea Yehowa ne Mose dii no, saa ara na Mose ne afoforo dii; ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔne afoforo bedi no odwo mu, na odwenee wɔn ho. Sɛ wowɔ afoforo so tumi bi a, ɛnde, hwɛ sɛnea ehia sɛ wusuasua Yehowa, na sɛ wo ne wɔn a wɔhyɛ wo nsa redi a, woama wɔahu sɛ wudwen wɔn ho, wo yam ye, na wowɔ wɔn ho abotare! (Kol. 3:19-21; 1 Pet. 5:1-3) Sɛ wobɔ mmɔden suasua Yehowa ne Yesu Kristo a ɔne Mose Ɔkɛseɛ no a, afoforo bɛbɛn wo na ama woatumi ahyɛ wɔn nkuran.—Mat. 11:28, 29. w18.09 24-25 ¶7-10
Yawda, June 25
Oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena biakoyɛ mu!—Dw. 133:1.
Adɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wobɛda suban pa adi, na ɛmmoa mma baakoyɛ ntena anuanom mu? Sɛ woreyɛ saa a, ɛnde wofata nkamfo. Wubetumi ‘atrɛw wo komam,’ kyerɛ sɛ, wubetumi ayɛ pii aka ho na woayɛ saa bere nyinaa anaa? (2 Kor. 6:11-13) Dɛn na wobɛyɛ na woama nokware hann a ɛwɔ Bible mu no ahyerɛn kɛse wɔ wo mpɔtam? Wo kasa ne wo nneyɛe pa betumi atwetwe nnipa a wɔte wo mpɔtam no aba nokware no mu. Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛn na nkurɔfo a wɔte me mpɔtam bu me? Midi me fie ni, na ɛma mpɔtam hɔ tew anaa? Miyi me yam boa afoforo?’ Sɛ wo ne Adansefo foforo rebɔ nkɔmmɔ a, adɛn na womma wɔnka sɛnea ayamye ne suban pa a wɔada no adi no aboa wɔn abusuafo, wɔn mpɔtamfo, wɔn a wɔne wɔn yɛ adwuma, anaa wɔn sukuufo? Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔbɛka osuahu a ɛhyɛ nkuran akyerɛ wo.—Efe. 5:9. w18.06 24 ¶13-14
Fida, June 26
Dɔn no reba a obiara a obekum mo no besusuw sɛ ɔde resom Onyankopɔn.—Yoh. 16:2.
Saa kɔkɔbɔ no fa wɔn a wokum Stefano no ho, saa na na wɔn adwene yɛ wɔn. Afoforo nso anya adwene a ɛte saa. (Aso. 6:8, 12; 7:54-60) Abakɔsɛm nyinaa mu no, nyamesomfo pii ayɛ bɔne a ani yɛ nyan te sɛ awudi, na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ maa Onyankopɔn. Nanso nokwasɛm ne sɛ, nea wɔyɛe no tia Onyankopɔn mmara! (Ex. 20:13) Ɛda adi pefee sɛ, wɔn ahonim ankyerɛ wɔn kwan yiye! Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛn ahonim atumi ayɛ adwuma yiye? Mmara ne nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, “eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso.” (2 Tim. 3:16) Enti, sɛ yɛde nsi sua Bible dwinnwen nea ɛka ho, na yɛde bɔ yɛn bra a, yebetumi atete yɛn ahonim ama yɛanya Onyankopɔn adwene pa ara, na atumi akyerɛ yɛn kwan yiye. w18.06 16-17 ¶3-4
Memeneda, June 27
Munnye . . . honhom no nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm no.—Efe. 6:17.
Bere a Paulo kyerɛw ne krataa no, na nkrante a Roma asraafo de kɔ ɔko no tenten bɛyɛ nsateakwaa 20 (sɛntimita 50). Nea enti a wɔyɛe ne sɛ wɔne wɔn atamfo de bɛbɔ atwɛre pupopupo anaa wɔde bedi atentam. Ade baako a na ɛma Roma asraafo tumi di ako yiye ne sɛ, da biara da na wɔsɔ wɔn akode hwɛ. Paulo kyerɛe sɛ Onyankopɔn Asɛm a Yehowa de ama yɛn no te sɛ nkrante. Nanso, ɛsɛ sɛ yesua sɛnea yɛde bedi dwuma yiye bere a yɛrekyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu, anaa bere a yɛreteɛteɛ yɛn adwene. (2 Kor. 10:4, 5; 2 Tim. 2:15) Ɛnsɛ sɛ yesuro Satan ne adaemone no. Wɔwɔ tumi de, nanso yebetumi adi wɔn so nkonim. Wɔrentena ase daa. Ɛrenkyɛ, wɔde wɔn begu afiase, na wɔrentumi nhaw obiara wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu, na ɛno akyi no wɔbɛsɛe wɔn korakora. (Adi. 20:1-3, 7-10) Yenim yɛn tamfo, yenim n’akwan, ne n’adwene. Yehowa bɛboa yɛn ama yɛagyina pintinn ako atia no! w18.05 30 ¶15; 31 ¶ 19-21
Kwasida, June 28
Ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.”—Gen. 3:4.
Adam nim pa ara sɛ ɔwɔ ntumi nkasa. Enti ɛbɛyɛ sɛ ohui sɛ honhom abɔde bi na ɔnam ɔwɔ no so kasa kyerɛɛ Hawa. (Gen. 3:1-6) Ɛkame ayɛ sɛ na Adam ne Hawa nnim saa honhom abɔde no ho hwee. Ɛwom saa de, nanso Adam sii gyinae danee n’akyi kyerɛɛ ne soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no, na ɔde ne ho kɔbɔɔ obi a onnim no ma wɔsɔre tiaa Onyankopɔn. (1 Tim. 2:14) Amonom hɔ ara na Yehowa fii ase ma yehuu ɔtamfo a na wama Adam ne Hawa ayɛ bɔne no ho nsɛm, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ awiei koraa no, wɔbɛsɛe ɔbɔnefo no. Yehowa bɔɔ kɔkɔ nso sɛ, enkosi sɛ wɔbɛsɛe ɔbɔfo a ɔnam ɔwɔ so kasae no, na saa ɔbɔfo no de ne tumi bɛsɔre atia wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn. (Gen. 3:15) Yehowa nyansa nti, ɔmmɔɔ ɔbɔfo a ɔtew ne so atua no din ankasa nkyerɛɛ yɛn da. Bere a Satan tew atua no, bɛyɛ mfe 2,500 akyi ansa na Onyankopɔn rema yɛahu edin a saa ɔtamfo no suban nti wɔde too no no.—Hiob 1:6. w18.05 22 ¶1-2
Dwoda, June 29
Eyi ne wɔn a . . . wɔde boasetɔ sow aba.—Luka 8:15.
Sɛ woaka asɛmpa no wɔ nsasesin a nkurɔfo ntaa ntie asɛmpa no mu ama w’abam abu pɛn a, ɛnde wubehu sɛnea ɔsomafo Paulo tee nka. Paulo de bɛyɛ mfe pɔrepɔre 30 na ɛyɛɛ asɛnka adwuma no, na ɔboaa nnipa pii ma wɔbɛyɛɛ Kristo asuafo. (Aso. 14:21; 2 Kor. 3:2, 3) Ne nyinaa akyi no, wantumi ammoa Yudafo pii amma wɔammɛyɛ nokware Kristofo. Mmom, wɔn mu dodow no ara antie Paulo, na ebinom mpo taa no. (Aso. 14:19; 17:1, 4, 5, 13) Asɛmpa no a Yudafo no antie no kaa Paulo sɛn? Ɔkaa no pefee sɛ: “Mereka nokware wɔ Kristo mu; . . . midi awerɛhow kɛse ne yaw a ennyae da wɔ me koma mu.” (Rom. 9:1-3) Adɛn nti na Paulo tee nka saa? Ná asɛnka adwuma no da ne koma so. Nea ɛma ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Yudafo no ne sɛ, na odwen wɔn ho pa ara. Enti ɛyɛɛ Paulo yaw sɛ Yudafo no annye Onyankopɔn mmɔborɔhunu antom. Sɛnea Paulo yɛe no, yɛn nso yedwen nkurɔfo ho pa ara nti na yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn.—Mat. 22:39; 1 Kor. 11:1. w18.05 13 ¶4-5
Benada, June 30
Onipa koma mu awerɛhow botow no, na asɛmpa ma edi ahurusi.—Mmeb. 12:25.
Paulo ma yehui sɛ obi a ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔhyɛ afoforo nkuran mpo, ɛyɛ a ɔno nso hia nkuranhyɛ. Paulo kyerɛw Kristofo a na wɔwɔ Roma no sɛ: “Me ho pere me sɛ mehu mo, na mama mo honhom mu akyɛde bi sɛnea ɛbɛyɛ a mo ase betim; anaa me ne mo nyinaa, obiara benya nkuranhyɛ afi ne yɔnko hɔ denam ne yɔnko gyidi so, me ne mo nyinaa de.” (Rom. 1:11, 12) Nokwasɛm ne sɛ, Paulo a na otumi hyɛ afoforo nkuran pa ara no, ɛtɔ da a na ɔno nso hia nkuranhyɛ. (Rom. 15:30-32) Wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa resom Yehowa no fata nkamfo. Anuanom mmarima ne mmea a wɔpɛ sɛ wotie afotu a ɛka sɛ yɛnware “Awurade mu nkutoo” nti, wɔnwaree no, wɔn nso fata nkamfo. (1 Kor. 7:39) Kristofo a wɔrehyia ɔtaa anaa yare reteetee wɔn, nanso wɔkɔ so di nokware no, ehia sɛ yɛhyɛ wɔn nso nkuran.—2 Tes. 1:3-5. w18.04 21 ¶3-5