Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es20 kr. 67-77
  • July

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • July
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Wukuda, July 1
  • Yawda, July 2
  • Fida, July 3
  • Memeneda, July 4
  • Kwasida, July 5
  • Dwoda, July 6
  • Benada, July 7
  • Wukuda, July 8
  • Yawda, July 9
  • Fida, July 10
  • Memeneda, July 11
  • Kwasida, July 12
  • Dwoda, July 13
  • Benada, July 14
  • Wukuda, July 15
  • Yawda, July 16
  • Fida, July 17
  • Memeneda, July 18
  • Kwasida, July 19
  • Dwoda, July 20
  • Benada, July 21
  • Wukuda, July 22
  • Yawda, July 23
  • Fida, July 24
  • Memeneda, July 25
  • Kwasida, July 26
  • Dwoda, July 27
  • Benada, July 28
  • Wukuda, July 29
  • Yawda, July 30
  • Fida, July 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2020
es20 kr. 67-77

July

Wukuda, July 1

Monkɔ so nhu Yehowa apɛde.​—Efe. 5:17.

Yɛte “mmere a emu yɛ den” mu, na asetena mu bɛkɔ so ayɛ den pa ara ansa na wiase foforo no aba. Ɛno bɛma asomdwoe amapa asan aba asase so. (2 Tim. 3:1) Enti ɛfata sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Ɛhe na mehwehwɛ mmoa ne akwankyerɛ?’ Bere tenten bi a atwam no, odwontofo bi kaa sɛ, sɛ yɛkɔ ahohia mu a, ehia sɛ yɛma yɛn ani so kyerɛ Yehowa hwehwɛ mmoa. (Dw. 123:1-4) Ɔkaa sɛ, sɛ yɛhwɛ Yehowa a, na yɛayɛ sɛ akoa bi a ɔhwɛ ne wura. Saa asɛm a odwontofo no kae no kyerɛ sɛn? Akoa hwɛ ne wura sɛ ne wura no bɛma no aduan na wabɔ ne ho ban. Nanso ehia sɛ akoa no hwɛ ne wura a onyi n’ani mfi ne so da sɛnea ɛbɛyɛ a obehu nea ne wura pɛ na wayɛ ama no. Yɛn nso, ehia sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu da biara da na yehu nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ na yedi n’akwankyerɛ akyi. Sɛ yɛyɛ saa nkutoo a, ɛnna yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛdom yɛn bere a yɛakɔ ahohia mu. w18.07 12 ¶1-2

Yawda, July 2

Sɛ Ɔba no ma mode mo ho a, mobɛde mo ho ampa.​—Yoh. 8:36.

Ná Yesu reka nkoasom ne nhyɛso a enye koraa a nnipa afa mu a yɛbɛde yɛn ho afi ho. Ɛno ne sɛ yɛyɛ ‘bɔne nkoa.’ (Yoh. 8:34) Bɔne tumi ma yɛyɛ nneɛma a enye, na nneɛma a yenim sɛ ɛyɛ papa anaa nea yenim sɛ yebetumi ayɛ mpo no, ɛmma yentumi nyɛ. Ɛno nti, yɛyɛ bɔne nkoa, na nea ɛde ba yɛn so ne abasamtu, ɛyaw, amanehunu, ne afei owu. (Rom. 6:23) Sɛ woyi bɔne fi hɔ korakora a, ɛnna yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya ahofadi ankasa a na anka Adam ne Hawa wɔ no. Asɛm a Yesu kaa sɛ, “sɛ motena m’asɛm mu a” no ma yehu sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ Yesu ma yɛde yɛn ho a, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na ebi nso wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ. (Yoh. 8:31) Esiane sɛ yɛyɛ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so nti, yɛapa yɛn ho akyi, na yɛakyerɛ sɛ yɛde Kristo nkyerɛkyerɛ bɛbɔ yɛn bra sɛ n’asuafo. (Mat. 16:24) Sɛnea Yesu hyɛɛ bɔ no, sɛ yenya n’agyede afɔre no so mfaso koraa daakye a, ɛnna yɛbɛde yɛn ho ampa. w18.04 7 ¶14-16

Fida, July 3

Wo nko ara na wunim nea ɛwɔ adesamma komam.​—2 Be. 6:30.

Yehowa dwen sɛnea ne nkurɔfo te nka ho. Sɛ ɛtɔ da na adwene a wokura nyɛ papa mpo a, odwen wɔn ho. Yɛnhwɛ Yona. Onyankopɔn somaa ne diyifo yi sɛ ɔnkɔka atemmusɛm ntia Niniwefo. Bere a Niniwefo nuu wɔn ho no, Onyankopɔn yɛɛ n’adwene sɛ ɔrensɛe wɔn. Nanso, asɛm no anyɛ Yona dɛ. Esiane sɛ nkɔm a Yona hyɛe sɛ Niniwe bɛsɛe no amma mu nti, Yona “bo fuwii.” Nanso, Yehowa nyaa Yona ho abotare, na ɔboaa no ma ɔsakraa n’adwene. (Yona 3:10–4:11) Bere bi akyi no, Yona tee nea na Yehowa rekyerɛ no no ase, na mpo Yehowa maa Yona kyerɛw saa asɛm yi too hɔ sɛnea ɛbɛboa yɛn. (Rom. 15:4) Sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo di no ma yenya awerɛhyem sɛ ɔwɔ tema ma n’asomfo. Onim ɛyaw a yɛn mu biara refa mu, ne amane a yɛn mu biara rehu. Onim yɛn nsusuwii nyinaa, sɛnea yɛte nka ankasa, ne yɛn sintɔ ne yɛn mmerɛwyɛ. Na ‘ɔremma wɔnsɔ yɛn nhwɛ ntra nea yebetumi.’ (1 Kor. 10:13) Hwɛ sɛnea saa bɔhyɛ yi ma yenya awerɛkyekye! w19.03 16 ¶6-7

Memeneda, July 4

Nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, nea yɛne no wɔ akontaabu no anim.​—Heb. 4:13.

Mose Mmara ase no, ɛnyɛ nsɛm a ɛfa Onyankopɔn som ho nko na na mpanyimfo a wɔapaw wɔn no ka ho asɛm, na mmom na wodi nsɛm a ɛfa akasakasa a ɛsɔre wɔ nkurɔfo ntam ne nsɛmmɔnedi nso ho. Yɛnhwɛ nhwɛso kakra a edi hɔ yi. Sɛ Israelni bi kum obi a, ɛnyɛ sɛ ɛhɔ ara na wɔakum no bi atua ka. Ná mpanyimfo a wɔwɔ kurom hɔ hwehwɛ asɛm no mu hu nea ɛmaa okum onii no ansa na wɔasi gyinae sɛ ebia ɛfata sɛ wokum ɔno nso. (Deut. 19:2-7, 11-13) Afei nso, asetenam nsɛmnsɛm a ɛsɔre da biara da wɔ nneɛma pii ho no, ná mpanyimfo no siesie. Efi agyapade ho akasakasa so kosi aware mu nsɛmnsɛm so. (Ex. 21:35; Deut. 22:13-19) Sɛ na mpanyimfo no di Israelfo no ntam nsɛmnsɛm yiye na ɔmanfo no di Mose Mmara no so a, na obiara bo tɔ ne yam, na ɔman no hyɛ Yehowa anuonyam. (Lev. 20:7, 8; Yes. 48:17, 18) Wei ma yehu sɛ, biribiara a ɛkɔ so wɔ yɛn asetenam ho hia Yehowa. Ɔpɛ sɛ yɛne afoforo di no yiye na yɛdɔ wɔn. Ɔte nea yɛka, na ohu nea yɛyɛ bere mpo a yɛn nko ara yɛwɔ yɛn fie. w19.02 23 ¶16-18

Kwasida, July 5

Ɔmaa kwan ma wɔtan n’ani, nanso wammue n’ano.​—Yes. 53:7.

Sɛ yɛn ho yeraw yɛn a, ɛyɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase. Anhwɛ a yɛn kasa bɛwowɔ afoforo na yɛne wɔn bedi no yayaayaw. Sɛ wo ho ayeraw wo pɛn a, susuw Yesu nhwɛso no ho. Abosome a etwa to wɔ Yesu asase so asetenam no, ne ho yeraw no papaapa. Ná onim sɛ wobekum no, na obehu amane pa ara. (Yoh. 3:14, 15; Gal. 3:13) Aka abosome bi ama Yesu awu no, ɔkaa sɛ ne ho yeraw no. (Luka 12:50) Afei, aka nna kakraa bi ama Yesu awu no, ɔkaa sɛ: “Me kra ho yeraw no.” Ne komam asɛm a ɔkae wɔ mpaebɔ mu no ma yehu sɛ na ɔbrɛ ne ho ase, na na ɔyɛ osetie ma Onyankopɔn. (Yoh. 12:27, 28) Bere no dui no, Yesu nyaa akokoduru de ne ho maa Onyankopɔn atamfo. Saa atamfo no kum Yesu yayaayaw, na woguu n’anim ase pɔtɔɔ. Ɛwom sɛ Yesu faa ahoyeraw mu na ohuu amane pa ara de, nanso ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ Onyankopɔn apɛde. Yebetumi aka ankasa sɛ Yesu ne obi a ɔdaa ahobrɛase adi pa ara wɔ ahoyeraw mu!​—Yes. 53:10. w19.02 11 ¶14-15

Dwoda, July 6

Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.​—Heb. 10:24.

Sɛ yɛrefa tebea a emu yɛ den mu a, ebehia sɛ yɛda akokoduru adi na ama yɛatumi akɔ asafo nhyiam daa. Yɛn nuanom binom redi awerɛhow, wɔn abam abu, anaa wɔyare, nanso ne nyinaa akyi no, wɔkɔ asafo nhyiam. Ebinom nso, wɔn abusuafo anaa aban asɔre atia wɔn denneennen, nanso wɔde akokoduru kɔ asafo nhyiam. Wo de, dwen ho kakra hwɛ sɛnea yɛn nhwɛso boa yɛn nuanom a wɔn gyidi nti wɔde wɔn agu afiase no. (Heb. 13:3) Sɛ wɔte sɛ sɔhwɛ a yɛrefa mu nyinaa akyi no, yegu so resom Yehowa a, ɛhyɛ wɔn den ma wokura wɔn gyidi mu, wonya akokoduru, na wokura wɔn mũdi mu. Bere a Paulo da afiase wɔ Roma no, bere biara a na ɔbɛte sɛ ne nuanom de nokwaredi resom Onyankopɔn no, na odi ahurusi. (Filip. 1:3-5, 12-14) Bere a woyii Paulo fii afiase bere tiaa bi akyi anaa woyii no ara pɛ ɛnna ɔkyerɛw krataa kɔmaa Hebrifo no. Ɔhyɛɛ saa nokware Kristofo no nkuran wɔ krataa a ɔkyerɛwee no mu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkwati sɛ wɔne wɔn ho behyiam da.​—Heb. 10:25. w19.01 28 ¶9

Benada, July 7

Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.​—1 Yoh. 5:19.

Satan pɛ sɛ yɛyɛ sɛ ɔno; ɔyɛ otuatewfo a ɔmfa Yehowa gyinapɛn nyɛ hwee, na pɛsɛmenkominya ahyɛ no mã. Wama nnipa a wasɛe wɔn adwene dedaw atwa yɛn ho ahyia, na ɔhwɛ kwan sɛ nkurɔfo a wɔte saa ‘bɛsɛe’ sɛnea yedwen nneɛma ho ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade. (1 Kor. 15:33) Ade foforo a Satan pɛ sɛ ɔde sɛe yɛn koma ne sɛ, ɔmpɛ sɛ yenya Yehowa adwene, na mmom ɔpɛ sɛ yɛde yɛn ho to wiase nyansa so. (Kol. 2:8) Yɛnhwɛ adwene a Satan hyɛ ho nkuran no baako pɛ; ɔka sɛ ade titiriw a ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae ne sɛ yebenya sika. Ebia wɔn a wokura saa adwene no benya sika pa ara anaa wɔrennya bi. Sɛnea ɛte biara no, wɔwɔ asiane mu. Adɛn ntia? Efisɛ ebia nea ehia wɔn ara ne sɛ wɔde wɔn adwene besi sika a wobenya so, enti wɔde wɔn apɔwmuden, wɔn abusua, ne wɔne Onyankopɔn adamfofa mpo to nkyɛn na ama wɔatumi anya nea wɔrehwehwɛ no. (1 Tim. 6:10) Yɛn ani sɔ sɛ yɛn soro Agya no boa yɛn ma yenya sika ho adwene a ɛfata.​—Ɔsɛnk. 7:12; Luka 12:15. w19.01 15 ¶6; 17 ¶9

Wukuda, July 8

Mo, akoa pa nokwafo! Wudii nneɛma kakraa bi mu nokware. Mɛma woahwɛ nneɛma pii so. Nya wo wura anigye no bi.​—Mat. 25:21.

Ansa na Yehowa Ba no reba asase so abɛyɛ nhwɛso a edi mũ ama yɛahu sɛnea yɛbɛhyɛ afoforo nkuran no, na Yehowa asomfo anokwafo nim sɛ ehia sɛ wɔhyɛ afoforo nkuran. Bere a Asiriafo kohunahunaa Yuda man no, Hesekia boaboaa asahene no ne Yuda man no ano hyɛɛ wɔn nkuran. “Enti ɔman no de wɔn werɛ hyɛɛ Yuda hene Hesekia nsɛm no mu.” (2 Be. 32:6-8) Ɛwom sɛ na Hiob hia awerɛkyekye de, nanso ɔmaa “gyamserefo” mmiɛnsa no huu sɛnea wɔbɛhyɛ afoforo nkuran. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ ɛyɛ ɔno a, ‘anka ɔde n’anom nsɛm bɛhyɛ wɔn den mmom, na anka n’anom awerɛkyekyesɛm bedwudwo wɔn yaw.’ (Hiob 16:1-5) Ewiee ase no, Elihu ne Yehowa ankasa hyɛɛ Hiob den.​—Hiob 33:24, 25; 36:1, 11; 42:7, 10. w18.04 16 ¶6; 17 ¶8-9

Yawda, July 9

Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo.​—Yes. 41:10.

Ná Yesaia adi kan aka sɛnea Yehowa bɛhyɛ ne nkurɔfo den ho asɛm. Ɔkaa sɛ: “Yehowa bɛba sɛ ɔhoɔdenfo, na ne basa bedi tumi ama no.” (Yes. 40:10) Bible taa de asɛmfua “basa” gyina hɔ ma tumi. Enti, Bible ka sɛ Yehowa “basa bedi tumi” a, ɛkae yɛn sɛ Yehowa tumi sõ. Ɔde n’ahoɔden a enni ano boaa n’asomfo a wɔtenaa ase tete no twitwa gyee wɔn. Ɛnnɛ nso, ɔkɔ so hyɛ wɔn a wɔde wɔn ho to no so den, na ɔbɔ wɔn ho ban. (Deut. 1:30, 31; Yes. 43:10) Bere a atamfo retaa yɛn pa ara na Yehowa di ne bɔhyɛ yi so. Yehowa ka sɛ: “Mɛhyɛ wo den.” Ɛnnɛ, wokɔ wiase no afã bi a, yɛn atamfo rebɔ mmɔden pa ara sɛ wɔbɛma yɛagyae asɛnka adwuma no anaa wɔabara yɛn ahyehyɛde no. Ɛba saa mpo a, yennwinnwen ɔhaw a ɛte saa ho mmoro so. Yehowa ahyɛ yɛn bɔ bi; ɛhyɛ yɛn den, na ɛma yenya ahotoso. Bɔhyɛ no ni: “Akode biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yiye.”​—Yes. 54:17. w19.01 5-6 ¶12-13

Fida, July 10

Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.​—Mat. 5:3.

Nnipa nte sɛ mmoa, enti nnipa wɔ honhom fam ahiade, na wɔn Bɔfo no nkutoo na obetumi ama wɔn nsa aka. (Mat. 4:4) Sɛ wowɛn w’aso tie Onyankopɔn a, wunya nhumu, nyansa, ne anigye. Onyankopɔn nam n’Asɛm ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ma wo honhom fam aduan pii de hyɛ wo gyidi den. (Mat. 24:45) Honhom fam aduan a yenya no, ɛyɛ ahorow ahorow, na ahoɔden wom! (Yes. 65:13, 14) Honhom fam aduan a Onyankopɔn de ma wo no bɛma woanya nyansa ne adwempa, na ebetumi abɔ wo ho ban wɔ akwan pii so. (Mmeb. 2:10-14) Saa suban ahorow yi bue w’ani ma wutumi hu nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ atoro. Atoro nkyerɛkyerɛ no bi ne adwene a nkurɔfo kura sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ. Saa suban ahorow no bɛboa wo ama woahu sɛ ɛnyɛ nokware sɛ sika ne agyapade na ɛma nnipa ani gye. Afei nso, nneɛma a ebetumi ama woanya akɔnnɔ bɔne anaa suban bi a ebetumi apira wo no, ɛbɛboa wo ama woahu na woatwe wo ho afi ho. Enti kɔ so hwehwɛ Onyankopɔn nyansa ne adwempa, na bu no sɛ biribi a ɛsom bo! w18.12 20 ¶6-7

Memeneda, July 11

Me man nna bɛyɛ sɛ dua nna.​—Yes. 65:22.

Yemmisa sɛ, bere bi bɛba a, yɛn nkwa nna “bɛyɛ sɛ dua nna” anaa? Nnua bi di mfe mpempem pii. Sɛ nnipa betumi atena ase mfe pii saa a, ebehia sɛ wonya apɔwmuden. Sɛ nnipa nya baabi a ɛhɔ yɛ fɛ na asomdwoe wɔ hɔ sɛnea Yesaia hyɛɛ ho nkɔm no tena a, ɛbɛyɛ anigye pa ara, na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔanya paradise! Saa nkɔmhyɛ no bɛbam ɔkwan biara so! Wo de, hwɛ sɛnea bɔhyɛ ahorow a yɛasusuw ho yi ma yehu sɛ paradise bɛba daakye: Onyankopɔn behyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa. Nnipa a wɔn suban te sɛ mmoa anaa mmoa ankasa rentow nhyɛ obiara so bio. Wɔbɛsa anifuraefo, asotifo, ne mpakye yare. Nkurɔfo besisi wɔn ankasa afie, na wɔde anigye adua wɔn ankasa nnɔbae. Wobenyin akyɛ asen nnua. Yehu nsɛm bi wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ paradise a ɛte saa reba. Nanso, ebia ebinom bɛka sɛ saa nkɔmhyɛ ahorow yi nkyerɛ ankasa sɛ paradise bɛba wɔ asase so. Dɛn na ɛma wugye di pa ara sɛ paradise a worehwɛ kwan no bɛba asase so ankasa? Onipa a ɔsen biara a watena ase pɛn no maa yɛn adanse a edi mũ a ɛma yegye di.​—Luka 23:43. w18.12 5 ¶13-15

Kwasida, July 12

Munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo.​—Rom. 12:2.

Yebetumi akɔ so asesa yɛn adwene. Mpɛn pii no, nneɛma a yɛde hyɛ yɛn adwenem ne nea yedwinnwen ho na ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ayɛ nsakrae a ɛte saa. Sɛnea Yehowa susuw nneɛma ho no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛbɛboa yɛn ama yɛagye atom sɛ Onyankopɔn nsusuwii na ɛyɛ papa. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yebenya Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma ho. Nanso hyɛ no nsow sɛ, nea ɛbɛyɛ na yɛasesa yɛn adwene na yɛanya Yehowa adwene no, ɛnsɛ sɛ ‘yɛfa wiase nhyehyɛe yi su.’ Ɛnsɛ sɛ yɛde nsusuwii biara a ɛne Onyankopɔn de nhyia hyɛ yɛn adwenem. Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛate saa asɛm yi ase no, momma yɛmfa aduan nyɛ ho nhwɛso. Ebia obi a ɔpɛ sɛ onya apɔwmuden bedi aduan a ahoɔden wom. Nanso, bere koro no ara, sɛ ɔtaa di aduan a asɛe a, mfaso bɛn na obenya wɔ aduan a ahoɔden wom no so? Saa ara na sɛ yedi wiase adwene akyi a, ɛremma yennya Yehowa adwene so mfaso biara. w18.11 21 ¶14-15

Dwoda, July 13

Munnyina hɔ pintinn na momfa nokware mmɔ mo asen.​—Efe. 6:14.

Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo pintinn sɛ yɛde nokware no bɛbɔ yɛn bra da biara da. Fa nokware no bɔ w’asen anaa wo sisi te sɛ abɔso anaa bɛlt. Bere a wɔrekyerɛw Bible no, na ɔsraani bɔ bɛlt de bɔ ne sisi ne ne yam nneɛma ho ban. Sɛ bɛlt no betumi abɔ ɔsraani no ho ban a, ebehia sɛ omia mu denneennen. Sɛ ɔma bɛlt no hodwow anaa emu gow a, ɛrentumi mmɔ ne ho ban yiye. Sɛn na yɛn honhom fam bɛlt no bɔ yɛn ho ban? Sɛ yɛkɔ so de nokware no bɔ yɛn sisi denneennen te sɛ bɛlt a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban afi nsusuwii hunu ho, na ɛbɛboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa. Sɛ biribi sɔ yɛn hwɛ anaa sɔhwɛ bi to yɛn a, nokware a ɛwɔ Bible mu a yɛasua no bɛboa yɛn ama yɛasi yɛn bo pa ara sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ. Sɛnea sɛ ɔsraani bi rekɔ akono a ɛremma da sɛ obegyaw ne bɛlt hɔ no, saa ara na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛremma nokware a ɛte sɛ bɛlt a ɛbɔ yɛn no renhodwow anaa yɛrenyi mfi yɛn ho da. Mmom, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de nokware no abɔ yɛn bra. w18.11 12 ¶15

Benada, July 14

Tɔ nokware na ntɔn.​—Mmeb. 23:23.

Nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, yennya no kwa. Biribiara a ehia sɛ yɛde bɔ afɔre na ama yɛn nsa aka no, ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ saa. Onyansafo a ɔkyerɛw Mmebusɛm nhoma no kaa sɛ, sɛ yenya “tɔ nokware” no, anaa yenya nokware no a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na ‘yɛantɔn,’ anaa amfi yɛn nsa da. Biribi a yenya no kwa mpo, ɛtɔ da a, gye sɛ yɛbrɛ ho. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “tɔ” wɔ Mmebusɛm 23:23 no, ebetumi nso akyerɛ “nya.” Nsɛmfua mmienu no nyinaa ma yehu sɛ, sɛ yɛn nsa bɛka biribi a ɛsom bo a, gye sɛ yɛbrɛ ho anaa yɛde biribi ma ansa na yɛn nsa aka. Yebetumi de mfatoho yi akyerɛkyerɛ nokware a yɛbɛtɔ no mu. Yɛmfa no sɛ yɛtee sɛ wɔrebɔ dawuru sɛ wɔrekyekyɛ kwadu kwa wɔ gua so. Kwadu no ankasa betumi abegu yɛn didipon so wɔ yɛn fie anaa? Dabi. Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa kɔ gua no so kɔfa kwadu no bi. Yemmisa sɛ, kwadu no, wɔde rekyekyɛ kwa anaa? Aane, nanso ɛsɛ sɛ yɛkeka yɛn ho na yegye bere kɔ gua no so. Saa ara na enhia sɛ yɛde sika tɔ nokware no, nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho adwuma ansa na yɛn nsa aka. w18.11 4 ¶4-5

Wukuda, July 15

N’anim hyerɛn te sɛ owia na n’atade yɛɛ hyɛnn.​—Mat. 17:2.

Yesu frɛɛ Petro, Yakobo, ne Yohane, na ɔne wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so. Bere a wɔwɔ hɔ no, wohuu anisoadehu bi a ɛyɛ nwonwa. Yesu anim yɛɛ hyɛnn, na ne ntade yɛɛ hyɛnhyɛnhyɛn. Asomafo no ani so no, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔahu mmarima mmienu a wogyina hɔ ma Mose ne Elia, na Yesu fii ase ne mmarima no bɔɔ ne wu ne ne wusɔre ho nkɔmmɔ. (Luka 9:29-32) Afei, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn ho, na wɔtee nne bi wɔ mununkum no mu; ná ɛyɛ Onyankopɔn nne! Anisoadehu no maa asuafo no huu anuonyam ne tumi a na Yesu benya daakye sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Akyinnye biara nni ho sɛ, nea esii no hyɛɛ Kristo den, na esiesiee no maa amanehunu a na ɔrebɛfa mu ne owu yawyaw a na ɔrebehyia no. Anisoadehu no hyɛɛ asuafo no nso gyidi den. Wei boaa wɔn ma wosiesiee wɔn ho maa nokwaredi ho sɔhwɛ a na wobehyia ne adwumaden a na wɔbɛyɛ no mfe pii no. Bɛyɛ mfe 30 akyi no, ɔsomafo Petro kaa ahosakra anisoadehu no ho asɛm. Wei kyerɛ sɛ, na Petro da so ara kae anisoadehu no.​—2 Pet. 1:16-18. w19.03 10 ¶7-8

Yawda, July 16

Yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn asomfo, . . . nokwasɛm mu.​—2 Kor. 6:4, 7.

Dɛn ne ade baako a nokware Kristofo yɛ de kyerɛ sɛ ɛsono wɔn, ɛnna ɛsono atoro som mufo? ‘Yɛka nokware.’ (Sak. 8:16, 17) Yɛbɛka nokware wɔ nneɛma akɛse ne nketewa mu; yɛbɛka nokware akyerɛ nnipa a yennim wɔn, ne yɛn mfɛfo adwumayɛfo, ne yɛn nnamfo, ne yɛn adɔfo. Sɛ woyɛ ɔbabun na wopɛ sɛ w’atipɛnfo gye wo tom nso ɛ? Hwɛ yiye na woanni bɔne ansie sɛnea ebinom reyɛ no. Sɛ wo ne w’abusua ne w’asafo no mufo wɔ hɔ a, woyɛ wo ho sɛ wobɔ bra pa, nanso sɛ wo ne w’atipɛnfo a wɔyɛ mmabun a wɔnsom Yehowa no wɔ hɔ anaa wokɔ sohyial media so a, woyɛ nnipa foforo koraa. Woyɛ saa a, na woyɛ nyaatwom, wonka nokware nkyerɛ w’awofo, wo nuanom Kristofo, ne Onyankopɔn. (Dw. 26:4, 5) Sɛ ‘yɛn ano na yɛde di Yehowa ni, na yɛn koma de, atwe afi ne ho kɔ akyirikyiri a,’ onim. (Mar. 7:6) Hwɛ sɛnea eye pa ara sɛ yɛbɛyɛ nea abebusɛm yi ka no: “Mma wo koma ani mmmere abɔnefo, na suro Yehowa daa nyinaa.”​—Mmeb. 23:17. w18.10 9 ¶14-15

Fida, July 17

Onyankopɔn ne dɔ, na obiara a ɔte ɔdɔ mu no ne Onyankopɔn yɛ biako, na Onyankopɔn ne no yɛ biako.​—1 Yoh. 4:16.

Onyankopɔn nkurɔfo yɛ abusua baako; wɔdodɔ wɔn ho. (1 Yoh. 4:21) Ɛtɔ da a, wɔyɛ nneɛma akɛse ma wɔn nuanom, nanso mpɛn pii no, nneɛma nketenkete pii na wɔyɛ de kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn. Ebi ne nsɛm a ɛhyɛ nkuran a wɔka kyerɛ wɔn nuanom, ne nneɛma pa a wɔyɛ ma wɔn. Sɛ yɛne afoforo di no yiye na yedwen wɔn ho a, na ‘yɛresuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.’ (Efe. 5:1) Yesu suasuaa n’Agya pɛpɛɛpɛ. Yesu kaa sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo . . . , efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu.” (Mat. 11:28, 29) Sɛ yesuasua Kristo na ‘yehu ɔbrɛfo mmɔbɔ’ a, yenya yɛn soro Agya no anim dom, na yɛn ani gye pa ara. (Dw. 41:1) Enti, momma yɛnkɔ so nna ɔdɔ adi nkyerɛ yɛn abusuafo, asafo no mufo, ne wɔn a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu mfa nkyerɛ sɛ yedwen wɔn ho. w18.09 28 ¶1-2

Memeneda, July 18

Yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.​—1 Kor. 3:9.

Sɛ atoyerɛnkyɛm si a, Onyankopɔn nkurɔfo nya hokwan pii ne Onyankopɔn yɛ adwuma de boa wɔn nuanom wɔ akwan pii so. Ebi ne sɛ, wɔde sika boa wɔn a asɛm ato wɔn no. (Yoh. 13:34, 35; Aso. 11:27-30) Ade foforo a wɔyɛ ne sɛ, wɔboa ma wosiesie nneɛma a asɛe anaa wɔboa ma wosisi adan a asɛe no. Gabriela fi Poland. Nsu yiri sɛee onuawa yi fie pasaa. Nanso, bere a anuanom fi asafo a ɛbemmɛn hɔ bɛboaa no no, n’ani gyei pa ara. Ɔkaa sɛ: “Mempɛ sɛ mɛka nea mahwere ho asɛm; ɛyɛ honam fam nneɛma kɛkɛ. Mmom, mepɛ sɛ meka nea manya ho asɛm. Nea mahu yi ama manya awerɛhyem sɛ, sɛ wowɔ Kristofo asafo no mu a, ɛyɛ hokwan soronko. Afei nso, ɛma w’ani gye ankasa.” Nnipa pii a wonyaa mmoa bere a atoyerɛnkyɛm bi sii no ka sɛ wɔn koma tɔɔ wɔn yam pa ara. Wɔn a wɔne Yehowa yɛ adwuma de boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no nso koma tɔ wɔn yam pa ara.​—Aso. 20:35; 2 Kor. 9:6, 7. w18.08 26 ¶12

Kwasida, July 19

Bɔ wo koma ho ban.​—Mmeb. 4:23.

Sɛ yebetumi abɔ yɛn koma ho ban a, ɛsɛ sɛ yetumi hu nneɛma a ebetumi ayɛ asiane ama yɛn na yɛyɛ ho biribi ntɛm de bɔ yɛn ho ban. Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘bɔ ho ban’ no ma yɛkae adwuma a ɔwɛmfo yɛ. Ɔhene Solomon bere so no, na awɛmfo gyina kurow afasu so, na sɛ wohu sɛ asiane bi reba a, na wɔabɔ ɔmanfo kɔkɔ. Sɛ yetwa wei ho mfoni wɔ yɛn adwenem a, ɛboa yɛn ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛamma Satan ansɛe yɛn adwene. Tete no, na awɛmfo ne kurow apon ano ahwɛfo bom yɛ adwuma. (2 Sam. 18:24-26) Bere biara a ɔtamfo bi bɛbɛn kurow no, na wɔn mmienu nyinaa hwɛ sɛ wɔatoto apon no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ kurow no ho ban. (Neh. 7:1-3) Yɛn ahonim a yɛde Bible atete no no betumi ayɛ adwuma te sɛ ɔwɛmfo; sɛ Satan pɛ sɛ ɔsɛe yɛn koma a, ɛbɛbɔ yɛn kɔkɔ. Nea wei kyerɛ ne sɛ, sɛ Satan yɛ n’adwene sɛ ɔbɛma yɛanya nsusuwii bɔne, nkate a ɛmfata, anaa wapiapia yɛn ama yɛayɛ nea enye a, ɛbɛbɔ yɛn kɔkɔ. Bere biara a yɛn ahonim bɛbɔ yɛn kɔkɔ wɔ biribi ho no, ɛsɛ sɛ yetie na yɛyɛ ntɛm twe yɛn ho fi ho. w19.01 17 ¶10-11

Dwoda, July 20

‘Sɛ asɛm biara nni wɔn ho a, wɔmma wɔnsom.’​—1 Tim. 3:10.

Ɛnsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo de wɔn ankasa adwene anaa wogyina amammerɛ so susuw mmerante ho, na mmom ɛsɛ sɛ wogyina ahwehwɛde a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu so. (2 Tim. 3:16, 17) Amammerɛ a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia nti, asafo mu mpanyimfo betumi aka anuanom mmarima a wɔfata ahyɛ. Ɔman bi mu no, asafo mu mpanyimfo de asɛyɛde a emu yɛ duru hyehyɛɛ asafo mu somfo bi a ɔfata nsa. Ɛwom sɛ mpanyimfo a wɔwɔ ɔsomfo no asafo mu nyinaa gye toom sɛ odu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛma obi fata sɛ wɔpaw no sɛ ɔpanyin ho de, nanso wɔankamfo no ankyerɛ sɛ wɔmpaw no sɛ ɔpanyin. Asafo mu mpanyimfo a wɔn mfe akɔ anim no bi kaa sɛ, onnyinii koraa sɛ wɔpaw no sɛ ɔpanyin. Awerɛhosɛm ne sɛ, nea enti a wɔampaw onua no sɛ ɔpanyin ara ne sɛ, wohwɛ onua no a, onnyinii. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ saa na ɛrekɔ so wɔ wiase no afã pii. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛbɛma Kyerɛwnsɛm no akyerɛ yɛn kwan, na yɛremma yɛn ankasa adwene nkyerɛ yɛn kwan! Sɛ yɛma Kyerɛwnsɛm no kyerɛ yɛn kwan a, na yɛretie Yesu, na ɛnyɛ nea yɛn ani hu so na yegyina bu atɛn.​—Yoh. 7:24. w18.08 12 ¶16-17

Benada, July 21

Sɛ obi bua asɛm ansa na wate a, ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.​—Mmeb. 18:13.

Asiane wom nso sɛ yɛbɛpere yɛn ho de e-mail anaa text message akɔma afoforo. Aman bi so no, aban no de wɔn nsa ato yɛn adwuma no so anaa wɔabara yɛn. Nkurɔfo a wɔmpɛ yɛn asɛm a wɔwɔ aman a ɛte saa so betumi ahyɛ da akeka nsɛm bi sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrennye yɛn ho yɛn ho nni anaa ɛbɛma ehu aka yɛn. Yɛnhwɛ asɛm bi a esii ɔman bi a na wɔfrɛ no Soviet Union mu. Esum ase polisifo a wɔfrɛ wɔn KGB no kekae sɛ anuanom a wɔagye din no bi ayi Yehowa nkurɔfo ama. Anuanom pii gyee atosɛm a ɛte saa dii, enti wɔtwee wɔn ho fii Yehowa ahyehyɛde no ho. Wei yɛ awerɛhosɛm pa ara! Anigyesɛm ne sɛ, wɔn mu pii san bae, nanso ebinom ansan amma. Wɔn gyidi guu asu anaa ɛyɛɛ mmerɛw. (1 Tim. 1:19) Dɛn na yɛbɛyɛ na asɛmmɔne a ɛte saa anto yɛn? Ɛnsɛ sɛ yɛpete atosɛm anaa asɛm bi a enni nnyinaso. Nnye biribiara nni kɛkɛ anaa mma obiara nnaadaa wo. Hwɛ sɛ wunim nokware a ɛwɔ asɛm no mu. w18.08 4 ¶8

Wukuda, July 22

Nokwarem mise wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.​—Luka 23:43.

Tete Hela nkyerɛwee a ebi wɔ hɔ nnɛ no, na wɔntaa mfa nsanhɔ nni dwuma wom. Enti, asɛmmisa bi sɔre sɛ: Nea na Yesu reka ne sɛ, “Mise wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise”? Anaa na ɔreka sɛ, “Mise wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise”? Kae sɛ, na Yesu adi kan aka akyerɛ n’akyidifo sɛ: “Onipa Ba no bedi asase yam nnansa, awia ne anadwo.” (Mat. 12:40; 16:21; 17:22, 23; Mar. 10:34; Aso. 10:39, 40) Enti ɛda a Yesu ne ɔdebɔneyɛfo no wui no, Yesu ankɔ Paradise biara. Yesu dii bɛyɛ nnansa wɔ Hades, anaa “Adamoa” mu kosii sɛ Onyankopɔn nyanee no. (Aso. 2:31, 32) Ná saa ɔdebɔneyɛfo a ɔrewu no nnim sɛ Yesu ne n’asomafo anokwafo no ayɛ apam sɛ wɔbɛka ne ho wɔ ɔsoro Ahenni mu. (Luka 22:29) Afei nso, na wɔmmɔɔ saa ɔdebɔneyɛfo no asu mpo. (Yoh. 3:3-6, 12) Enti, asase so paradise a na ɛbɛbam akyiri yi ho asɛm na na Yesu reka. w18.12 6 ¶17-18, 20-21

Yawda, July 23

‘Yɛ onyame ma yɛn na onni yɛn anim, na Mose yi a odii yɛn anim no de, yennim nea ato no.’​—Ex. 32:1.

Bere tiaa bi akyi no, Israelfo na na wɔresom sika nantwi ba yi! Ɛmfa ho sɛ na Israelfo no reyɛ asoɔden pefee no, wɔdaadaa wɔn ho sɛ wɔda so ara wɔ Yehowa afã. Aaron mpo frɛɛ nantwi ba som no “Yehowa afahyɛ”! Dɛn na Yehowa yɛe? Ɔtee nka sɛ nkurɔfo no ayi no ama. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ nkurɔfo no “asɛe wɔn ho,” na ‘wɔaman afi ɔkwan a Yehowa kyerɛe sɛ wɔmfa so no so.’ Yehowa ‘bo fuwii,’ na ɔbɔɔ ne tirim mpo sɛ ɔbɛtɔre Israel man a na wɔahyehyɛ no foforo no ase. (Ex. 32:5-10) Nanso, Yehowa yɛɛ n’adwene sɛ ɔrentɔre Israelfo no ase. (Ex. 32:14) Ɛwom sɛ mfiase no, na Aaron ka ho na wɔyɛɛ ohoni no de, nanso onuu ne ho, na ɔkɔkaa Lewifo a wɔkaa sɛ wɔwɔ Yehowa afã no ho. Abosonsom nti, nnipa mpempem wuwui. Nanso, Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ obehyira wɔn a wɔbaa n’afa no.​—Ex. 32:26-29. w18.07 20 ¶13-16

Fida, July 24

Monhwɛ yiye wɔ akyerɛwfo no ho; . . . wɔpɛ gua so nkyia . . . ne mpanyin tenabea wɔ anwummeduan ase.​—Luka 20:46.

Hena na yɛyere yɛn ho ma ogye yɛn tom a eye sen biara? Ɛnyɛ edin a nkurɔfo pɛ sɛ wogye wɔ wiase yi nhomasua, aguadi, ne anigyede mu na eye sen biara. Mmom, ɛyɛ din a Paulo kaa sɛ ehia sɛ yenya. Ɔkaa sɛ: “Afei a moabehu Onyankopɔn, anaasɛ afei a Onyankopɔn mmom ahu mo no, adɛn nti na moresan adan akɔ mfitiasede hunu a hwee nnim no ho pɛ sɛ moyɛ nkoa ma no bio?” (Gal. 4:9) Hwɛ sɛnea ɛyɛ hokwan kɛse sɛ amansan Hene Pumpuni a ɔne ‘Onyankopɔn behu’ yɛn! Ɔpɛ sɛ ɔne yɛn nya adamfofa a emu yɛ den. Ɔbenfo bi kaa sɛ, ɛma “yɛbɛyɛ nkurɔfo a n’ani wɔ yɛn so.” Sɛ Yehowa gye yɛn tom sɛ ne nnamfo a, ɛnde na yɛreyɛ nea enti a ɔbɔɔ yɛn.​—Ɔsɛnk. 12:13, 14. w18.07 8 ¶3-4

Memeneda, July 25

Wo nkaesɛm na midwen ho.​—Dw. 119:99.

Sɛ Onyankopɔn mmara bɛboa yɛn a, ɛsɛ sɛ yebu mmara no na yɛn ani gye ho. (Amos 5:15) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɛne sɛ yebesua sɛ yebehu nneɛma sɛnea Yehowa hu no no. Mfatoho bi ni: Fa no sɛ woda a, wuntumi nna. Ɛnna wo dɔkota ka kyerɛɛ wo sɛ di nnuan a ahoɔden wom, teɛteɛ w’apɔw mu, na yɛ nsakrae bi wɔ w’asetena mu. Bere a wosɔ hwɛe no, wuhui sɛ aboa wo pa ara! Ebia w’ani bɛsɔ pa ara sɛ wo dɔkota no aboa wo ama nneɛma rekɔ yiye wɔ w’asetena mu. Saa ara na yɛn Bɔfo no ama yɛn mmara a ebetumi abɔ yɛn ho ban afi ɔhaw a bɔne de ba ho, na ɛboa ma nneɛma kɔ yiye wɔ yɛn asetena mu. Bible ahyɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ yedi atoro, ɛnsɛ sɛ yesisi afoforo, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ korɔn, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ aguaman, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ basabasa, na ɛnsɛ sɛ yedi ahonhonsɛm. Sɛ yedi so a, wo de, hwɛ mfaso a yenya. (Mmeb. 6:16-19; Adi. 21:8) Sɛ yɛyɛ Yehowa apɛde na yenya nhyira a, ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no yɛ kɛse, na yɛn ani gye ne mmara ho pa ara. w18.06 17 ¶5-6

Kwasida, July 26

Wone Yudafo hene no anaa?​—Yoh. 18:33.

Ɛbɛyɛ sɛ na amrado no suro sɛ Yesu betumi ama nkurɔfo asɔre atia Roma tumidi no. Bere a na Pilato di ade nyinaa no, na wei yɛ ne dadwen pa ara. Yesu buaa Pilato sɛ: “M’ahenni mfi wiase.” (Yoh. 18:36) Ná Yesu mpɛ sɛ ɔde ne ho gyigye amanyɔsɛm mu, efisɛ na n’Ahenni no yɛ ɔsoro de. Yesu ka kyerɛɛ Pilato sɛ adwuma a ɔbɛyɛe wɔ asase so ne sɛ ‘obedii nokware no ho adanse.’ (Yoh. 18:37) Ná Yesu nim adwuma a n’Agya de ahyɛ ne nsa no yiye. Sɛ yɛn nso yenim adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no yiye a, yɛrentaa amanyɔkuw biara akyi wɔ yɛn komam mpo. Ɛnyɛ bere nyinaa na wei yɛ mmerɛw. Ɔmansin sohwɛfo bi ka sɛ, “Ade rekye a ade resa no, pere ara na nnipa a wɔwɔ yɛn mpɔtam repere sɛ nsakrae bɛba prɛko pɛ. Ɔmampɛ adi wɔn ti, na pii anya adwene sɛ, sɛ wɔn ankasa nkurɔfo di wɔn so a, nneɛma bɛkɔ yiye ama wɔn.” Anigyesɛm ne sɛ, anuanom de wɔn adwene asi Ahenni no ho asɛmpaka adwuma no so, na wei ama baakoyɛ akɔ so atena wɔn mu. Wɔhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn na obeyi ntɛnkyea ne ɔhaw afoforo a yehyia no afi hɔ.” w18.06 5 ¶6-7

Dwoda, July 27

Munsiw Ɔbonsam kwan na obeguan afi mo ho.​—Yak. 4:7.

Nhoma mmiɛnsa pɛ na ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a ɛbɔ edin Satan a ɛkyerɛ “Ɔsɔretiafo” no. Ɛno ne 1 Beresosɛm, Hiob, ne Sakaria. Adɛn nti na wɔanka yɛn tamfo no ho nsɛm pii ansa na Mesia no reba? Ɛbɛyɛ sɛ, nea enti a Yehowa anka Satan ne ne nnwuma ho nsɛm pii wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu ne sɛ, na ɔmpɛ sɛ Satan gye din a ɛnsɛ no. Nea enti pa ara a Yehowa ma wɔkyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no ne sɛ ɛbɛboa Onyankopɔn nkurɔfo ama wɔahu Mesia no na wɔadi n’akyi. (Luka 24:44; Gal. 3:24) Bere a Mesia no bae maa nkurɔfo huu no na wodii n’akyi no, Yehowa nam Mesia no ne n’asuafo so ma yehuu Satan ne abɔfo a wɔde wɔn ho kɔbɔɔ no no ho nsɛm pii. Wɔn ho nsɛm a yenim nnɛ no, emu fã kɛse no ara Mesia no ne n’asuafo na wɔma yehui. Wei fata, efisɛ Yesu ne Kristofo a wɔasra wɔn a wɔne no bedi ade no na Yehowa bɛma wɔapɛtɛw Satan ne n’akyidifo no. (Rom. 16:20; Adi. 17:14; 20:10) Kae sɛ, Ɔbonsam tumi wɔ baabi a ekodu. Yehowa, Yesu, ne abɔfo anokwafo no taa yɛn akyi. Wɔbɛboa yɛn ama yɛatumi ako atia yɛn tamfo no. w18.05 22-23 ¶2-4

Benada, July 28

Baa biara a ɛwɔ me ho a ɛnsow aba no, oyi fi hɔ.​—Yoh. 15:2.

Sɛ yɛsow aba nko ara a na Yehowa bu yɛn sɛ n’asomfo. (Mat. 13:23; 21:43) Enti, mfatoho a ɛwɔ Yohane 15:1-5 no mu no, yɛrentumi nka sɛ aba a ɛsɛ sɛ Kristoni biara sow no gyina hɔ ma wɔn a yenya hokwan boa wɔn ma wɔbɛyɛ asuafo foforo. (Mat. 28:19) Sɛ ɛte saa a, ɛnde Adansefo anokwafo a wɔka asɛm no wɔ asasesin a nkurɔfo ntaa ntie asɛmpa no mu ma enti wontumi mmoa afoforo mma wɔmmɛyɛ asuafo no, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔte sɛ baa a ɛnsow aba a Yesu kaa ho asɛm wɔ ne mfatoho no mu no. Nanso, ɛnyɛ papa koraa sɛ yebenya adwene a ɛte saa! Adɛn ntia? Efisɛ yɛrentumi nhyɛ afoforo sɛ wɔmmɛyɛ asuafo. Yehowa dɔ yɛn, enti biribi a yɛrentumi nyɛ no, ɔrenka sɛ ɛno nti yɛnyɛ n’asomfo. Biribiara a Yehowa ka sɛ yɛnyɛ no, ɛyɛ biribi a yebetumi ayɛ. (Deut. 30:11-14) Ɛnde, dɛn ne aba a ɛsɛ sɛ yɛsow no? Yehu sɛ aba no gyina hɔ ma adwuma a yɛn mu biara betumi ayɛ. Adwuma bɛn na yɛyɛ? Ɛno ne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka adwuma no.​—Mat. 24:14. w18.05 14 ¶8-9

Wukuda, July 29

Mufi mo agya Ɔbonsam hɔ, . . . ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.​—Yoh. 8:44.

Ɛnnɛ nso, nyamesom akannifo abu so. Ebia nkurɔfo frɛ wɔn asɔfo, rabi, akyerɛkyerɛfo, anaa wɔde abodin foforo na ɛfrɛ wɔn. Sɛnea wɔn mfɛfo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so yɛe no, ‘wosiw nokware’ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no “kwan,” na ‘wɔde Onyankopɔn nokware asesa atoro.’ (Rom. 1:18, 25) Wɔkyerɛkyerɛ atoro nkyerɛkyerɛ te sɛ “wogye wo a, na wɔagye wo,” ɔkra a enwu da, ne onipa a owu ma wɔsan wo no foforo. Afei, nsɛnhunu te sɛ mmarima a wɔne mmarima da, ne mmea a wɔne mmea da, ne mmarima ne mmarima aware, ne mmea ne mmea aware nso, wɔpene so. Amanyɔfo aka atosɛm de adaadaa nnipa. Atosɛm akɛse pa ara a yɛbɛte no, emu baako ne bere a nnipa bɛka sɛ wɔanya “asomdwoe ne dwoodwoo!” Nanso “mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so.” Wiase yi rekɔ n’awiei, nanso nkurɔfo keka nsɛm bi de kyerɛ sɛ ɛnte saa ankasa. Ɛnsɛ sɛ yɛma nsɛm a ɛte saa daadaa yɛn! Nokwasɛm ne sɛ, ‘yenim yiye sɛ Yehowa da no reba sɛnea ɔkorɔmfo ba anadwo no ara pɛ.’​—1 Tes. 5:1-4. w18.10 7-8 ¶6-8

Yawda, July 30

‘Etwa sɛ moboa wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, na ɛsɛ sɛ mokae asɛm a Awurade Yesu ankasa kae no sɛ, “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”’​—Aso. 20:35.

Yɛte mmere a emu yɛ den mu, na ɛnyɛ den koraa sɛ yɛn werɛ betumi ahow na yɛn abam abu. Ɛno nti, Yesu Kristo nam ne nuanom a wɔasra wɔn ne nguan foforo no mu “abirɛmpɔn” anokwafo so hyɛ yɛn nkuran, na ɔma yɛn akwankyerɛ. Saa na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ, efisɛ wɔnyɛ “atumfoɔ” wɔ afoforo gyidi so, na mmom wɔyɛ wɔn “mfɛfo adwumayɛfo” a wɔboa wɔn ma wɔn ani gye. (Yes. 32:1, 2; 2 Kor. 1:24) Ɔsomafo Paulo yɛɛ nhwɛso bi a asafo mu mpanyimfo betumi asuasua. Ɔkyerɛw Kristofo a na wɔrehyia ɔtaa wɔ Tesalonika no sɛ: “Esiane sɛ yɛwɔ ayamhyehye ma mo nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛn ani gyee ho yiye sɛ yɛde bɛma mo, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ mobɛyɛɛ yɛn adɔfo.” (1 Tes. 2:8) Paulo ma yehu sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na nsɛm a yɛka de hyɛ afoforo nkuran nko ara tumi boa. Enti ɔkaa nnɛ asɛm no kyerɛɛ asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ Efeso no. w18.04 21-22 ¶6-8

Fida, July 31

Yehowa yɛ Honhom; na faako a Yehowa honhom wɔ no, ahofadi wɔ hɔ.​—2 Kor. 3:17.

Sɛ yebenya saa ahofadi no na yɛanya so mfaso a, ɛsɛ sɛ ‘yɛdan kɔ Yehowa nkyɛn,’ kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛne ne ntam yɛ kama. (2 Kor. 3:16) Bere a na Israelfo wɔ sare no so no, wɔamfa Yehowa adwene ansusuw nneɛma ho, na mmom wɔde nnipa adwene na ɛyɛɛ saa. Ɛyɛe sɛ nea wɔde biribi akata wɔn koma ne wɔn adwene so, na na wɔapirim wɔn adwene ne wɔn koma. Ahofadi a wonya fii Egyptfo nsam no, na wɔpɛ sɛ wɔde yɛ nea wɔn ankasa pɛ. (Heb. 3:8-10) Nanso, ahofadi a Yehowa honhom ma yenya no kyɛn sɛ yɛade yɛn ho afi nkoasom mu koraa. Ahofadi a saa honhom no ma yenya no, nnipa ntumi mma yennya bi da. Yehowa honhom no tumi ma yɛde yɛn ho fi bɔne ne owu a ɛde yɛn ayɛ nkoa no nsam, na ɛma yetumi de yɛn ho fi atoro som ne ne nneyɛe nso ho. (Rom. 6:23; 8:2) Ahofadi papa bɛn ara ni! Sɛ obi da afiase anaa ɔyɛ akoa mpo a, obetumi anya saa ahofadi yi.​—Gen. 39:20-23. w18.04 9 ¶3-5

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena