Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es20 kr. 78-88
  • August

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • August
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Memeneda, August 1
  • Kwasida, August 2
  • Dwoda, August 3
  • Benada, August 4
  • Wukuda, August 5
  • Yawda, August 6
  • Fida, August 7
  • Memeneda, August 8
  • Kwasida, August 9
  • Dwoda, August 10
  • Benada, August 11
  • Wukuda, August 12
  • Yawda, August 13
  • Fida, August 14
  • Memeneda, August 15
  • Kwasida, August 16
  • Dwoda, August 17
  • Benada, August 18
  • Wukuda, August 19
  • Yawda, August 20
  • Fida, August 21
  • Memeneda, August 22
  • Kwasida, August 23
  • Dwoda, August 24
  • Benada, August 25
  • Wukuda, August 26
  • Yawda, August 27
  • Fida, August 28
  • Memeneda, August 29
  • Kwasida, August 30
  • Dwoda, August 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2020
es20 kr. 78-88

August

Memeneda, August 1

Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.​—Rom. 5:8.

Wɔkae yɛn nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn wɔ asafo nhyiam ase daa. Agyede no ho anisɔ a yɛwɔ nti, yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua Yesu na yɛabɔ yɛn bra sɛ ɔno da biara. (2 Kor. 5:14, 15) Bio nso, yɛn koma ka yɛn sɛ yenyi Yehowa ayɛ sɛ wama yɛn agyede no. Ade baako a yebetumi ayɛ de ayi no ayɛ ne sɛ, yɛbɛma mmuae a efi yɛn komam wɔ asafo nhyiam ase. Yebetumi ayi yɛn yam de nneɛma abɔ afɔre ama Yehowa ne ne Ba no de akyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn pa ara. Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma bi bɔ afɔre na ama yɛatumi akɔ asafo nhyiam. Asafo pii yɛ nhyiam baako wɔ nnawɔtwe no mu bere a adwumayɛfo apɔn; yɛbɛka a, ebedu saa bere no na yɛabrɛ. Yɛyɛ nhyiam foforo nso Memeneda anaa Kwasida bere a afoforo regye wɔn ahome no. Yɛabrɛ mpo na sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a, Yehowa hu anaa? Ohu pa ara! Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ɛyɛ den ma yɛn na yemia yɛn ani kɔ asafo nhyiam a, Yehowa ani sɔ ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ no no pa ara.​—Mar. 12:41-44. w19.01 29 ¶12-13

Kwasida, August 2

Bere a Awurade ani bɔɔ no so no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.​—Luka 7:13.

Nsɛnnennen a na nkurɔfo refa mu no, Yesu ankasa nso faa emu bi mu. Sɛ nhwɛso no, yebetumi aka sɛ wɔtetee Yesu wɔ abusua a edi hia mu. Yesu ne ne papa a ɔtetee no, Yosef, boom yɛɛ adwuma, na osuaa sɛnea ɔbɛyɛ adwumaden. (Mat. 13:55; Mar. 6:3) Afei nso, ɛbɛyɛ sɛ Yosef wui ansa na Yesu som adwuma no reba awiei. Enti, yebetumi aka sɛ Yesu dɔfo bi wui ma odii ho yaw. Ná Yesu nim sɛnea abusua a emufo nni ɔsom baako mu asetena te. (Yoh. 7:5) Ná weinom nyinaa ne nneɛma foforo bɛboa Yesu ama wahu nsɛnnennen a na mmɔborɔwafo refa mu ne sɛnea wɔte nka. Bere a yehu sɛ Yesu dwen afoforo ho pa ara ne bere a ɔyɛɛ anwonwade. Ɛnyɛ sɛ na ɛsɛ sɛ Yesu yɛ anwonwade araa nti na ɔyɛe. Ná nkurɔfo a wɔrehu amane no asɛm ‘yɛ no mmɔbɔ.’ (Mat. 20:29-34; Mar. 1:40-42) Ná saa nkurɔfo no asɛm yɛ Yesu mmɔbɔ, na na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn.​—Mar. 7:32-35; Luka 7:12-15. w19.03 16 ¶10-11

Dwoda, August 3

Monkɔ so nnya mo ho abotare.​—Kol. 3:13.

Ná ɛyɛ anadwo a etwa to wɔ Yesu asase so asetena mu. Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesu ho yeraw no. Ná obedi nokware akosi sɛ obewu anaa? Ná nnipa ɔpepem pii nkwa gyina nea ɔbɛyɛ so. (Rom. 5:18, 19) Nea ehia pa ara no, na n’Agya din ho wɔ asɛm no mu. (Hiob 2:4) Afei, bere a ɔne ne nnamfo a wɔbɛn no pa ara, asomafo no, hyiae wɔ adidi a etwa to ase no, nkɔmmɔ a na wɔrebɔ no danee “akasakasa gyegyeegye” wɔ “wɔn mu nea ɔyɛ kɛse” ho. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, Yesu bo amfuw. Mmom, ɔkasa kyerɛɛ wɔn odwo mu. Yesu daa ayamye adi tɔɔ ne bo ase san kyerɛɛ wɔn suban a ɛsɛ sɛ wɔda no adi. Ɛno akyi no, ɔkamfoo ne nnamfo no sɛ wɔakɔ so abata ne ho. (Luka 22:24-28; Yoh. 13:1-5, 12-15) Sɛ yɛwɔ ahoyeraw mu mpo a, yebetumi asuasua Yesu na yɛada odwo adi. Sɛ yɛkae sɛ yɛn nyinaa tumi keka nsɛm bi na yɛyɛ nneɛma bi a ɛhyɛ afoforo abufuw a, yebedi saa ahyɛde yi so. (Mmeb. 12:18; Yak. 3:2, 5) Sɛ afoforo da suban pa adi a, bɔ mmɔden kamfo wɔn.​—Efe. 4:29. w19.02 11-12 ¶16-17

Benada, August 4

‘Yehowa de n’atemmu agua atim hɔ pintinn.’​—Dw. 9:7.

Mose Mmara no ma ɛyɛɛ den sɛ obi betwa atoro ato obi so sɛ wayɛ bɔne bi. Ná nea wɔkyerɛ sɛ wayɛ bɔne no wɔ hokwan sɛ ohu onii a wabɔ no sobo no. (Deut. 19:16-19; 25:1) Anyɛ yiye koraa no, ansa na wobebu onii no fɔ no, na ehia sɛ nnipa mmienu di adanse tia no. (Deut. 17:6; 19:15) Sɛ Israelni bi yɛ bɔne na onipa baako pɛ na ohui nso ɛ? Ná ɛnsɛ sɛ nea wayɛ bɔne no nya adwene sɛ ɔbɛfa ne ho adi wɔ bɔne a ɔyɛe no ho. Yehowa huu nea ɔyɛe no. Yiw, Yehowa yɛ nhwɛso a edi mũ; biribiara a ɔyɛ no teɛ. Wɔn a wodi ne mmara so no, otua wɔn ka, nanso wɔn a wɔde wɔn tumi di dwuma ɔkwammɔne so no, ɔtwe wɔn aso. (2 Sam. 22:21-23; Hes. 9:9, 10) Ebinom betumi ayɛ bɔne, na wɔanya adwene sɛ wɔrennya ho asotwe biara, nanso sɛ Yehowa bere so a, obebu wɔn atɛn. (Mmeb. 28:13) Sɛ wɔannu wɔn ho a, ɛrenkyɛ wobehu sɛ “ɛyɛ hu sɛ obi bɛhwe Onyankopɔn teasefo no nsam.”​—Heb. 10:30, 31. w19.02 24 ¶20-21

Wukuda, August 5

Odiyifo biara nsɔree Israel a ɔte sɛ Mose a Yehowa huu no anim ne anim no.​—Deut. 34:10.

Akyinnye biara nni ho sɛ, Mose kɔɔ so hwɛɛ Yehowa ma ɔmaa no akwankyerɛ. Nokwasɛm ne sɛ, “ɔkɔɔ so tintimii te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.” (Heb. 11:24-27) Bere a Israelfo fii Egypt no, annu abosome mmienu koraa na ɔhaw kɛse bi sɔree; saa bere no, na wonnya nnuu Bepɔw Sinai ho mpo. Ɔman no fii ase nwiinwii efisɛ na nsu nni hɔ. Wofii ase nwiinwii hyɛɛ Mose, na na asɛm no mu yɛ den araa ma Mose su frɛɛ Yehowa sɛ: “Dɛn na menyɛ ɔman yi? Aka kakraa bi na wɔasiw me abo!” (Ex. 17:4) Enti Yehowa tiee Mose, na ɔmaa no akwankyerɛ pɔtee bi. Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmfa ne poma no mmɔ ɔbotan a ɛwɔ Horeb no mu, na nsu befi mu aba. Bible ka sɛ: “Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanyimfo no anim.” Israelfo no nom bi maa wɔn ho tɔɔ wɔn, na ɔhaw no to twae.​—Ex. 17:5, 6. w18.07 13 ¶4-5

Yawda, August 6

Ɔdɔ ma nkɔso.​—1 Kor. 8:1.

Yehowa nam Kristofo asafo no so nso hyɛ yɛn den wɔ ɔdɔ mu. Sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa. Yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛboa yɛn nuanom Kristofo ama wɔahu sɛ wɔsom bo ma Yehowa, na ɔdɔ wɔn. (1 Yoh. 4:19-21) Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo sɛ: “Monkɔ so nkyekye mo ho mo ho werɛ na monhyehyɛ mo ho den, sɛnea moreyɛ no ara.” (1 Tes. 5:11) Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ asafo mu mpanyimfo nko ara na wobetumi asuasua Yehowa ne Yesu na wɔakyekye wɔn nuanom werɛ na wɔahyɛ wɔn den, na mmom asafo no muni biara betumi ayɛ saa. (Rom. 15:1, 2) Asafo no mufo binom wɔ adwenemhaw a ebehia sɛ wokohu nnuruyɛfo na wɔma wɔn aduru. (Luka 5:31) Asafo mu mpanyimfo ne asafo no mufo fi ahobrɛase mu gye tom sɛ wɔnyɛ nnuruyɛfo a wɔatete wɔn a wɔwɔ adwenemhaw ho nimdeɛ. Nanso, mpanyimfo no ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu betumi aboa pa ara. Wobetumi ‘akyekye akra a wɔahaw werɛ, aboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw, na wɔanya abodwokyɛre ama nnipa nyinaa.’​—1 Tes. 5:14. w18.09 14 ¶10-11

Fida, August 7

Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn.​—Yes. 41:10.

Sɛ yehu Yehowa yiye a, yɛhyɛ ne mu ahotoso a yɛwɔ no mu den. Ɔkwan baako pɛ a yebetumi afa so ahu Onyankopɔn yiye ne sɛ yɛbɛtɔ yɛn bo ase akenkan Bible na yɛadwinnwen nea yɛkenkan no ho. Sɛnea Yehowa bɔɔ ne nkurɔfo ho ban tete no, ɛho kyerɛwtohɔ a edi mũ wɔ Bible mu. Saa kyerɛwtohɔ no ma yenya ahotoso sɛ Yehowa bɛhwɛ yɛn nnɛ. Yɛnhwɛ mfatoho bi a ɛka koma a Yesaia de kyerɛɛ sɛnea Yehowa bɔ yɛn ho ban. Ɔkaa sɛ Yehowa yɛ oguanhwɛfo, ɛnna Onyankopɔn asomfo yɛ nguammaa. Yesaia kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Ɔbɛma ne nguammaa so wɔ ne basa so na waturu wɔn ne kokom.” (Yes. 40:11) Sɛ yehu sɛ Yehowa de ne basa a ɛyɛ den no ato yɛn kɔn mu a, yɛte nka sɛ yɛwɔ ahobammɔ, enti yensuro. Sɛ wuhyia sɔhwɛ a, nea ɛbɛboa wo na wo koma antu no, dwinnwen saa asɛm a ɛma yenya awerɛhyem a ɛwɔ ɛnnɛ asɛm no mu no ho. Ɛbɛhyɛ wo den ama woatumi agyina nsɛnnennen a ɛreba no ano. w19.01 7 ¶17-18

Memeneda, August 8

Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, O me Nyankopɔn.​—Dw. 40:8.

Wode botae bi asisi w’ani so wɔ Yehowa som mu a worebɔ mmɔden sɛ wubedu ho anaa? Ebia wode asi w’ani so sɛ wobɛkenkan Bible da biara da, wobɛma mmuae a etu mpɔn anaa wobɛyɛ wo dwumadi yiye wɔ asafo nhyiam ase. Anaa ebia worebɔ mmɔden sɛ wode Bible bɛkyerɛkyerɛ yiye wɔ asɛnka mu. Sɛ saa a, wuhu sɛ nneɛma rekɔ yiye anaa afoforo hu na wɔkamfo wo a, ɛyɛ a wote nka sɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ, w’ani begye pa ara sɛ woanya nkɔso. Sɛ w’ani gye a, edi sa, efisɛ Onyankopɔn apɛde ho hia wo sen w’ankasa de. Woyɛ saa a, na woresuasua Yesu. (Mmeb. 27:11) Sɛ wode w’ani si Yehowa som so a, na woreyɛ adwuma a ɛma akomatɔyam pa ara, efisɛ wo brɛ renyɛ kwa da. Ɔsomafo Paulo kaa sɛ: “Me nuanom adɔfo, muntintim, munnhinhim, monyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu daa, na munim sɛ mo brɛ renyɛ kwa Awurade mu.” (1 Kor. 15:58) Nanso, sɛ nkurɔfo de si wɔn ani so sɛ wobegye din na wɔanya sika wɔ wiase yi mu a, wɔn ani nnye ankasa. Sɛ ɛba mpo sɛ nneɛma kɔ yiye ma wɔn a, mpɛn pii no, wɔn koma ntɔ wɔn yam.​—Luka 9:25. w18.12 22 ¶12-13

Kwasida, August 9

Treneefo benya asase no adi.​—Dw. 37:29.

Ná Dawid reka sɛ bere bi bɛba a, nnipa a wɔwɔ asase so de Onyankopɔn nnyinasosɛm a ɛteɛ bɛbɔ wɔn bra. (2 Pet. 3:13) Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 65:22 ka sɛ: “Me man nna bɛyɛ sɛ dua nna.” Wei kyerɛ sɛ nnipa bɛtena ase mfe mpempem pii. Sɛnea Adiyisɛm 21:1-4 ka no, Onyankopɔn bɛdan n’adwene aba adesamma so. Nnipa a wɔbɛsom Onyankopɔn wɔ ne wiase foforo a trenee te mu no mu no, nhyira a ɔde ahyɛ wɔn bɔ no baako ne sɛ “owu nni hɔ bio.” Paradise fii Adam ne Hawa nsa wɔ Eden, nanso Paradise anyera korakora. Sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ bɔ no, obehyira nnipa a wɔwɔ asase so. Onyankopɔn honhom kaa Dawid ma ɔkaa sɛ ahobrɛasefo ne treneefo benya asase no adi na wɔatena so daapem. (Dw. 37:11) Ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Yesaia nhoma no mu no boa yɛn ma yɛhwɛ bere a yebegye yɛn ani wɔ asase so paradise fɛfɛɛfɛ mu no kwan. (Yes. 11:6-9; 35:5-10; 65:21-23) Bere bɛn na ɛbɛba? Ɛyɛ bere a ɛbɔ a Yesu hyɛɛ Yudani ɔdebɔneyɛfo no bɛba mu no. (Luka 23:43) Wubetumi akɔ saa Paradise no mu bi. w18.12 7 ¶22-23

Dwoda, August 10

Bɔ wo koma ho ban sen nea wode sie nyinaa.​—Mmeb. 4:23.

Yebetumi atwe yɛn ho koraa afi wiase adwene ho anaa? Dabi, yɛrentumi ntu mfi wiase yi mu. Sɛnea ɛte biara yɛbɛte wiase adwene no bi anaa ebi betwa yɛn asom. (1 Kor. 5:9, 10) Sɛ yɛkɔ asɛnka a, yɛbɛte nsusuwii a ɛnteɛ ne atoro nkyerɛkyerɛ. Ɛwom sɛ yɛrentumi ntwe yɛn ho mfi nsusuwii ne nkyerɛkyerɛ bɔne a ɛte saa ho koraa de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so dwinnwen ho anaasɛ yegye tom. Sɛnea Yesu yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Satan nsusuwii gu ntɛm ara. Afei nso, nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so ahwɛ yɛn ho yiye wɔ wiase adwene ho no, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma bi a ɛbɛma yɛde yɛn adwene asi wiase nsusuwii so. Nhwɛso bi ni. Sɛ yɛrefa nnamfo a yɛne wɔn bɛbɔ pa ara a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, sɛ yɛne nkurɔfo a wɔnsom Yehowa bɔ dodo a, yebesuasua sɛnea wodwen. (Mmeb. 13:20; 1 Kor. 15:12, 32, 33) Afei nso, anigyede a ɛhyɛ adannandi nkyerɛkyerɛ, basabasayɛ, anaa ɔbrasɛe ho nkuran no, sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho a, yɛremfa nsusuwii a “wɔama so atia Onyankopɔn nimdeɛ” nsɛe yɛn adwene.​—2 Kor. 10:5. w18.11 21 ¶16-17

Benada, August 11

Mɛnantew wo nokware mu.​—Dw. 86:11.

Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu den? Ade baako a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛde nokware a ɛwɔ Bible mu no bɛkyerɛkyerɛ afoforo. Woyɛ saa a, wubeso honhom no nkrante a ɛne “Onyankopɔn asɛm” no mu denneennen. (Efe. 6:17) Yɛn nyinaa betumi ayere yɛn ho ama yɛn ho akokwaw sɛ akyerɛkyerɛfo a ‘yekura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’ (2 Tim. 2:15) Sɛ yɛde Bible boa afoforo ma wɔtɔ nokware no na wɔpo atosɛm a, yɛma Onyankopɔn asɛm tim yɛn ankasa adwene ne yɛn koma mu. Ɛba saa a, yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu no, yɛhyɛ mu den. Nokware no yɛ akyɛde a ɛsom bo a efi Yehowa hɔ. Saa akyɛde yi na ama yɛanya agyapade a ɛsom bo sen biara no. Ɛno ne abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne yɛn soro Agya no wɔ. Nea Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn de abesi nnɛ no, ɛyɛ mfiase ara kwa! Onyankopɔn ahyɛ yɛn bɔ sɛ nokware no a yɛatɔ dedaw no, ɔbɛkɔ so de bi aka ho ama yɛn daa. Enti, ma w’ani nsɔ nokware no te sɛ ahene pa anaa ahweneɛ pa. Kɔ so “tɔ nokware na ntɔn.”​—Mmeb. 23:23. w18.11 8 ¶2; 12 ¶15-17

Wukuda, August 12

‘Ná Noa yɛ trenee sɛnkafo.’​—2 Pet. 2:5.

Asɛnka adwuma a Noa yɛe ansa na Nsuyiri no reba no, ɔbɔɔ nkurɔfo kɔkɔ nso sɛ ɔsɛe bi reba. Yɛnhwɛ asɛm a Yesu kae yi: “Nna a edii nsuyiri no anim no, wodidi nomee, mmarima warewaree na wɔde mmea memaa aware kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu kosii sɛ nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe. Na saa ara na onipa Ba no mmae nso bɛyɛ.” (Mat. 24:38, 39) Ɛmfa ho sɛ nkurɔfo antie Noa no, ɔkɔɔ so kaa asɛm a na Yehowa de ama no sɛ ɔmfa mmɔ wɔn kɔkɔ no. Ɛnnɛ, yɛka Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo na ama wɔanya hokwan ahu nea Onyankopɔn bɛyɛ ama adesamma. Sɛnea Yehowa pɛ no, yɛn nso yɛn yam a anka nkurɔfo atie asɛmpa no na ‘wɔanya nkwa.’ (Hes. 18:23) Bere koro no ara, sɛ yɛka asɛm no wɔ afie afie ne mmɔnten so a, yɛbɔ nnipa pii kɔkɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba abeyi wiase bɔne yi afi hɔ.​—Hes. 3:18, 19; Dan. 2:44; Adi. 14:6, 7. w18.05 19 ¶8-9

Yawda, August 13

Nea ɔka nokware no ka nea ɛteɛ.​—Mmeb. 12:17.

Sɛ atumfoɔ a wɔwɔ wo man mu bara Ahenni adwuma no, na wɔfrɛ wo bisabisa wo nuanom ho nsɛm a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Ɛsɛ sɛ woka biribiara a wunim fa wɔn ho kyerɛ wɔn anaa? Bere a Roma amrado no bisabisaa Yesu nsɛm no, dɛn na Yesu yɛe? Yesu de Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛka sɛ “kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa nso wɔ ne bere” no yɛɛ adwuma, enti ɛtɔ da a, na ɔnka hwee! (Ɔsɛnk. 3:1, 7; Mat. 27:11-14) Tebea a ɛte saa mu no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ anifere, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn nuanom nto asiane mu. (Mmeb. 10:19; 11:12) Sɛ w’adamfo pa ara anaa wo busuani bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru na wunim asɛm a asi no a, dɛn na wobɛyɛ? ‘Ka nokware no.’ Ɛsɛ sɛ woka asɛm no mu nokware nyinaa kyerɛ mpanyimfo no; ɛnsɛ sɛ wukyinkyim asɛm no nso. Wɔwɔ hokwan sɛ wohu nokware a ɛwɔ asɛm no mu, na ama wɔahu ɔkwampa a wɔbɛfa so aboa nea wayɛ bɔne no ama ɔne Yehowa ntam asan ayɛ kama.​—Yak. 5:14, 15. w18.10 10 ¶17-18

Fida, August 14

Monkɔ so nkyekye mo ho mo ho werɛ na monhyehyɛ mo ho den.​—1 Tes. 5:11.

Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ afoforo den wɔ ɔdɔ mu. Ɔkwan baako a yɛbɛfa so ayɛ saa ne sɛ yɛbɛyɛ otiefo pa. (Yak. 1:19) Sɛ yenya tema ma afoforo na yetie wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Fa anifere bisa nea ɔrehu amane no nsɛm a ɛbɛma woatumi ate no ase, na ama woatumi aboa no yiye. Ɛno bɛboa wo ama woanya tema ama wo nua a wo ne no resom no, na woahyɛ no den. Ma onhu wɔ w’anim sɛ wudwen ne ho ankasa. Sɛ wo nua Kristoni no te nka sɛ ɔpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ nsɛm mu kɔ akyiri a, nya ne ho abotare, hyɛ wo ho so na woantwa n’ano. Sɛ wunya abotare tie no a, ɛbɛboa wo ama woahu sɛnea ɔte nka ankasa. Ɛno betumi aboa wo nua a ɔrehu amane no ama wanya wo mu gyidi, na ɛbɛyɛ mmerɛw pa ara ama no sɛ obetie nyansahyɛ biara a wode bɛma no, na ahyɛ no den. Sɛ woma wo nua no hu sɛ ne ho hia wo pa ara na wudwen ne ho a, ebetumi akyekye ne werɛ ankasa. w18.09 14 ¶10; 15 ¶13

Memeneda, August 15

Tɔ nokware.​—Mmeb. 23:23.

Bere yɛ ade a obiara a ɔtɔ nokware no de bɔ afɔre. Egye bere na obi atumi atie Ahenni asɛm no, wakenkan Bible ne Bible ho nhoma, ɔne Yehowa Adansefo asua Bible, na wasua nneɛma a wobesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase na wakɔ bi. Ɛsɛ sɛ ‘yɛtɔ’ bere anaa yegye bere, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yegyae nneɛma foforo a ɛho nhia pii no bi akyi di. (Efe. 5:15, 16) Bere dodow sɛn na ebegye na yɛde anya Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ ho nokware nimdeɛ? Ebegyina yɛn mu biara so. Yɛrentumi nsua Yehowa nyansa, n’akwan, ne ne nnwuma ho ade nwie da. (Rom. 11:33) Ɔwɛn-Aban a edi kan koraa no de nokware no totoo “nhwiren ketewa bi” ho, na ɛkaa sɛ: “Sɛ wunya nokware a ɛte sɛ nhwiren no baako a, mma wo tirim nyɛ wo dɛ. Sɛ baako no ara dɔɔso a anka ebi ammɛka ho. Kɔ so ara boaboa ano, kɔ so hwehwɛ pii.” Sɛ yɛtena ase daa mpo a, yɛrentumi nsua Yehowa ho ade nwie da. Ɛnnɛ, nea ehia ne sɛ yɛde yɛn bere bedi dwuma yiye, na ama yɛatumi atɔ nokware no pii sɛnea yebetumi. w18.11 4 ¶7

Kwasida, August 16

Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom.​—Efe. 5:25.

Bible tu okununom fo sɛ wɔne wɔn yerenom ntena “wɔ nimdeɛ mu.” Yebetumi akyerɛ saa asɛm yi ase nso sɛ ɛsɛ sɛ okunu dwen ne yere ho na ɔte no ase. (1 Pet. 3:7) Sɛ obi te afoforo ase a, ɛyɛ a odwen wɔn ho nso. Ɔbarima a ɔte ne yere ase nim sɛ ne yere yɛ ne hokafo, na ne yere nte sɛ ɔno wɔ nneɛma pii mu de, nanso ommu no abomfiaa. (Gen. 2:18) Enti, ɔma ne yere hu sɛ odwen ne ho, obu no, na odi no ni. Afei nso, ɔbarima a odwen ne yere ho ne mmea foforo rebɔ nkɔmmɔ a, osusuw sɛnea ne yere bɛte nka ho. Ɔmfa ne ho nhyehyɛ wɔn anaa ɔnkyerɛ wɔn ho anigye sɛnea ɛnsɛ; saa ara nso na sɛ ɔkɔ sohyial media so a ɔne mmea mmɔ nkɔmmɔ hunu, anaa ɔnkɔ Intanɛt so nkɔhwɛ nneɛma a ɛmfata. (Hiob 31:1) Odi ne yere nokware; ɛnyɛ ɔdɔ a ɔdɔ ne yere nko ara nti na ɔyɛ saa, na mmom esiane sɛ ɔdɔ Onyankopɔn na okyi bɔne nso nti.​—Dw. 19:14; 97:10. w18.09 29 ¶3-4

Dwoda, August 17

Nea ɔyɛ ne ho akumaa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno na ɔyɛ ɔkɛse.​—Luka 9:48.

Adɛn nti na ɛyɛ den sɛ yɛde nea yesua fi Onyankopɔn Asɛm mu no bɛbɔ yɛn bra? Ade baako ne sɛ, ehia sɛ yenya ahobrɛase na ama yɛatumi ayɛ nea ɛteɛ. Nanso, seesei ɛyɛ den sɛ yɛbɛkɔ so anya ahobrɛase. “Nna a edi akyiri” yi mu no, nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia no yɛ “ahopɛ, sikanibere, ahohoahoa, ahantan” ne “wɔn a wontumi nni wɔn ho so.” (2 Tim. 3:1-3) Yɛn a yɛyɛ Onyankopɔn asomfo de, yenim sɛ saa suban yi nye. Nanso ɛtɔ da a, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ wɔn a wɔbɔ saa bra no ho tɔ wɔn, na wɔn ani gye pa ara wɔ wɔn asetena mu. (Dw. 37:1; 73:3) Ebia obi benya adwene mpo sɛ: ‘Mfaso bɛn pa ara na ɛwɔ so sɛ me de afoforo ahiade bedi kan? Sɛ meyɛ me ho “akumaa” a, ɛbɛma nkurɔfo abu me animtiaa anaa?’ Sɛ yesuasua pɛsɛmenkominya a nnipa a wɔwɔ wiase da no adi no a, ebetumi asɛe abusuabɔ pa a yɛne asafo no mufo wɔ, na ɛbɛma ayɛ den sɛ nkurɔfo behu sɛ yɛyɛ Kristofo. Nanso, sɛ yɛhwɛ nhwɛso pa a afoforo yɛe a wɔakyerɛw ho asɛm wɔ Bible mu na yesuasua a, ɛbɛboa yɛn. w18.09 3 ¶1

Benada, August 18

Ɔma mu wɔ anigye.​—Aso. 20:35.

Ɛwom sɛ ansa na Yehowa rebɔ ade no, ɔno nko ara na na ɔwɔ hɔ, nanso na ɛnyɛ ɔno nkutoo ho na odwen. Mmom, ɔmaa abɔde a wonim nyansa nkwa; abɔfo a wɔwɔ soro ne nnipa a wɔwɔ asase so. “Anigye Nyankopɔn” Yehowa pɛ sɛ ɔde nneɛma pa ma afoforo. (1 Tim. 1:11; Yak. 1:17) Esiane sɛ ɔpɛ nso sɛ yɛn ani gye nti, ɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛ yenyi yɛn yam nyɛ papa. (Rom. 1:20) Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so. (Gen. 1:27) Wei kyerɛ sɛ, ɔbɔɔ yɛn sɛ yɛnna ne suban no bi adi. Sɛ yɛn ani begye na yɛn koma atɔ yɛn yam a, ɛnde ehia sɛ yesuasua Yehowa na yedwen afoforo ho, na yeyi yɛn yam yɛ wɔn papa. (Filip. 2:3, 4; Yak. 1:5) Adɛn ntia? Nea ɛwom ara ne sɛ, Yehowa dɔ yɛn nti na ɔbɔɔ yɛn saa. Ɛmfa ho sɛ yɛtɔ sin no, yebetumi asuasua Yehowa na yɛn nso yɛada ayamye adi. Yehowa pɛ sɛ nnipa suasua no. Enti sɛ yeyi yɛn yam yɛ afoforo papa a, n’ani gye.​—Efe. 5:1. w18.08 18 ¶1-2; 19 ¶4

Wukuda, August 19

Me nguan tie me nne.​—Yoh. 10:27.

Nea Kristo akyidifo yɛ de kyerɛ sɛ wotie Yesu ne sɛ, wɔde n’asɛm yɛ adwuma. Wɔmma “asetena mu dadwen” ntwetwe wɔn adwene. (Luka 21:34) Mmom, sɛ wohyia ɔhaw a emu yɛ den mpo a, Yesu ahyɛde a wɔde bɛyɛ adwuma wɔ wɔn asetenam no na wɔma ɛho hia wɔn pa ara. Ɔhaw yi nyinaa akyi no, yɛn nuanom kɔ so di Yehowa nokware, ɛmfa ho amanehunu a ebia wɔrefa mu. Ade foforo a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yetie Yesu ne sɛ yɛbɛyɛ osetie ama wɔn a Yesu apaw wɔn sɛ wonni yɛn anim no. (Heb. 13:7, 17) Mfe kakra a atwam no, Onyankopɔn ahyehyɛde no ayɛ nsakrae pii. Ebi ne sɛnea yɛde nnwinnade foforo a wɔde ama yɛn no bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu ne akwan foforo a yɛbɛfa so aka asɛmpa no, asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu a wɔasesa mu, ne ɔkwan a yɛfa so sisi Ahenni Asa ne sɛnea yesiesie Ahenni Asa. Sɛnea wofi wɔn komam tɔ wɔn bo ase kyerɛ yɛn kwan no, yɛn ani sɔ pa ara! Akwankyerɛ a Onyankopɔn ahyehyɛde no de ma yɛn wɔ ne bere mu no, sɛ yɛbɔ mmɔden de yɛ adwuma a, yɛwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa behyira yɛn mmɔdenbɔ no so. w19.03 10-11 ¶11-12

Yawda, August 20

‘Na yɛankɔ so anni akɔneaba denam nnipa nnaadaa so.’​—Efe. 4:14.

Sɛ nokware a ɛwɔ asɛm bi mu yɛ 100 mu nkyekyɛm 10 a, asɛm no yɛ atosɛm. Yɛnhwɛ nea ɛtoo Israelfo a na wɔte Asubɔnten Yordan atɔe fam wɔ Yosua bere so. (Yos. 22:9-34) Wɔtee sɛ Israelfo a wɔte apuei fam asi afɔremuka kɛse soronko bi. Ɛyɛ nokware sɛ na wɔasi afɔremuka, nanso na ɛnyɛ asɛm no nyinaa ne no. Saa asɛm yi maa Israelfo a wɔte Yordan atɔe fam no nyaa adwene sɛ wɔn nuanom a wɔwɔ apuei fam no atew Yehowa so atua. (Yos. 22:9-12) Anigyesɛm ne sɛ, ansa na wɔrebɛkɔ wɔn so no, wɔsomaa mmarima anokwafo bi sɛ wɔnkɔhwehwɛ asɛm no mu nhu nokware a ɛwom. Dɛn na mmarima no hui? Wohui sɛ wosii afɔremuka no sɛ wɔde reyɛ nkaedum, na ɛnyɛ sɛ wɔde rebɔ afɔre. Nea enti a wosii ne sɛ daakye ɛbɛma obiara ahu sɛ na wɔn nso yɛ Yehowa asomfo anokwafo. Hwɛ sɛnea saa Israelfo no ani begye pa ara sɛ wɔannyina asɛm a ɛnyɛ nokware turodoo so ankokunkum wɔn nuanom, na mmom wogyee bere hwehwɛɛ nokware a ɛwɔ asɛm no mu! w18.08 5 ¶9-10

Fida, August 21

Nea odwen sɛ ogyina hɔ no nhwɛ yiye na wanhwe ase.​—1 Kor. 10:12.

Sɛnea Paulo kae no, Yehowa asomfo anokwafo mpo betumi ayɛ bɔne. Wɔn a sɛ biribi sɔ wɔn hwɛ a wogyaagyaa wɔn ho yɛ bɔne no betumi anya adwene sɛ wɔda so ara wɔ gyinabea pa wɔ Yehowa anim. Nanso, pɛ a obi pɛ sɛ ɔyɛ Yehowa adamfo anaa ka a ɔka sɛ odi Yehowa nokware no, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛkyerɛ ankasa sɛ Yehowa gye no tom. (1 Kor. 10:1-5) Bere a Mose amfi Sinai bepɔw no so amma ntɛm sɛnea na Israelfo no hwɛ kwan no, wɔn ho yeraw wɔn. Saa ara na Kristofo a yɛwɔ hɔ nnɛ nso, sɛ yɛn adwene yɛ yɛn sɛ Yehowa atemmu da no ne wiase foforo no rekyɛ a, ebia yɛn ho bɛyeraw yɛn. Yɛn ani so no, ebetumi ayɛ yɛn sɛ saa bɔhyɛ no mmamu wɔ akyirikyiri anaa ɛnyɛ ade a ɛbɛbam ankasa. Sɛ yenya adwene a ɛte saa na yɛanhwɛ yiye a, ebetumi ama yɛde Yehowa apɛde ato nkyɛn na yɛakodi ahonyade akyi. Bere rekɔ so no, ebetumi ama yɛatwe yɛn ho afi Yehowa ho, na awiei koraa no, yɛakɔyɛ nneɛma bi a bere a yɛne Yehowa abusuabɔ yɛ papa no yɛanna annwen ho da. w18.07 21 ¶17-18

Memeneda, August 22

Nea woaka yi nso mɛyɛ, efisɛ woanya m’anim dom, na mede wo din nim wo.​—Ex. 33:17.

Yɛn nso, sɛ Yehowa nim yɛn a, yebenya nhyira a ɛso bi nni. Nanso, dɛn na yɛbɛyɛ na ama Yehowa de yɛn din ahu yɛn? Ɛne sɛ yebenya Yehowa ho dɔ na yɛahyira yɛn ho so ama no. (1 Kor. 8:3) Nanso, adamfofa a ɛsom bo a yɛne yɛn soro Agya no wɔ no, ehia sɛ yekura mu. Paulo kyerɛw Kristofo a wɔwɔ Galatia no sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nkoa ma wiase yi “mfitiasede hunu a hwee nnim no.” Saa ara na yɛn nso, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nkoa ma saa nneɛma no, na yɛhwehwɛ din wɔ wiase yi mu. (Gal. 4:9) Saa Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so no, na wɔanya nkɔso ma enti na Onyankopɔn nim wɔn. Nanso, Paulo kaa sɛ saa anuanom no ‘resan adan akɔ’ nneɛma hunu ho. Nea na Paulo reka pa ara ne sɛ: “Baabi a moadu yi, adɛn nti na moadan mo ho resan akodi nsɛnhunu ne nneɛma hunu akyi bio?” w18.07 8 ¶5-6

Kwasida, August 23

Onyansafo betie na ne nimdeɛ adɔɔso.​—Mmeb. 1:5.

Enhia sɛ yebu Onyankopɔn mmara so na yehu amane ansa na yɛasua biribi afi mu. Ebinom dii mfomso ma wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu; yebetumi asua biribi afi mu. Ampa, sɛ yɛkenkan nsɛm a esisii ankasa a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu dwinnwen ho a, yenya akwankyerɛ a eye sen biara fi Onyankopɔn hɔ. Yɛmfa Ɔhene Dawid sɛ nhwɛso. Bere a obuu n’ani guu Yehowa ahyɛde so na ɔne Bat-Seba sɛee aware no, wo de, hwɛ ɛyaw a ɔfaa mu. (2 Sam. 12:7-14) Sɛ yɛkenkan saa asɛm yi na yedwinnwen ho a, ebia yebebisa yɛn ho sɛ: ‘Dɛn na anka Ɔhene Dawid betumi ayɛ na ɔne Bat-Seba ansɛe aware amma wamfa ɛyaw pii mu? Sɛ biribi a ɛte saa resɔ me ahwɛ a, menya akokoduru atwe me ho afi ho? Meguan sɛnea Yosef guanee no, anaa megyaagyaa me ho sɛnea Dawid yɛe no?’ (Gen. 39:11-15) Sɛ yedwinnwen ɔhaw ne amanehunu a bɔne de ba ho a, yebetumi ahyɛ yɛn koma den na ‘yɛakyi bɔne.’​—Amos 5:15. w18.06 17 ¶5, 7

Dwoda, August 24

Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.​—Mat. 22:21.

Sɛ nkurɔfo hu sɛ ntɛnkyea rekɔ so a, ɛma wɔtaa de wɔn ho hyɛ amanyɔsɛm mu pa ara. Yesu bere so no, na wɔde towtua yɛ amanyɔsɛm pa ara. Nkurɔfo a na wɔhyɛ Roma tumidi ase a na wɔn a wɔretie Yesu no ka ho no, na wɔma wotua tow bebree; ná wotua wɔn ahode, wɔn nsase, ne wɔn afie ho tow. Ná towgyefo no bɔ nyansakorɔn, enti ɛno nso maa ɔmanfo no adesoa mu yɛɛ duru. Ɛtɔ da a, na towgyefo no tɔ dibea bi fi aban mpanyimfo hɔ, na afei wɔde tumi a wɔanya no apɛ mfaso pii. Ná Sakeo yɛ towgyeni panyin wɔ Yeriko, na na wabɔ nkurɔfo apoo anya ne ho. (Luka 19:2, 8) Nea Sakeo yɛe no, ɛbɛyɛ sɛ saa ara na na towgyefo no pii nso yɛ. Ná Yesu atamfo pɛ sɛ wosum no afiri, enti wɔyɛe sɛ wɔbɛma Yesu akyerɛ baabi a ogyina wɔ towtua bi ho. Tow a yɛreka ho asɛm yi yɛ denare baako “tow” a na wɔma nkurɔfo a wɔhyɛ Roma tumidi ase nyinaa tua. (Mat. 22:16-18) Ná Yudafo no ani nnye ho koraa sɛ wobetua saa tow no, efisɛ na ɛkae wɔn sɛ wɔyɛ Romafo no nkoa. w18.06 5-6 ¶8-10

Benada, August 25

Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.​—Gal. 6:7.

Wɔn a wɔkɔ Satan afã no twa aba bɔne bere nyinaa, na wonnya biribi papa biara. (Hiob 21:7-17; Gal. 6:8) Sɛ yehu tumi a Satan wɔ a, ɛboa yɛn sɛn? Ɛma yenya wiase atumfoɔ ho adwene a ɛfata, na ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛka asɛmpa no. Yenim sɛ Yehowa pɛ sɛ yebu wiase atumfoɔ no. (1 Pet. 2:17) Yehowa hwɛ kwan sɛ yebedi wiase atumfoɔ no mmara so bere tenten a entia Yehowa gyinapɛn no. (Rom. 13:1-4) Na yenim nso sɛ, ɛnsɛ sɛ yegyina ɔfã biara wɔ wiase no nsɛm mu; ɛnsɛ sɛ yegyina amanyɔkuw anaa onipa a ɔyɛ ɔkannifo bi akyi na yɛsɔre tia ɔfoforo. (Yoh. 17:15, 16; 18:36) Esiane sɛ yenim sɛ Satan pɛ sɛ ɔkata edin Yehowa so, na afei ɔsɛe Yehowa din nti, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahu yɛn Nyankopɔn no ho nokwasɛm. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ Yehowa din da yɛn so na yɛbɔ ne din no. Yenim sɛ Onyankopɔn a yɛbɛdɔ no so wɔ mfaso koraa sen sɛ yɛbɛma yɛn ani abere sika anaa ahonyade.​—Yes. 43:10; 1 Tim. 6:6-10. w18.05 24 ¶8-9

Wukuda, August 26

Ɔyere ne ne kunu nntetew mu.​—1 Kor. 7:10.

Sɛ nsɛnnennen ba aware no mu a, eye sɛ wɔbɛtetew mu anaa? Kyerɛwnsɛm no nka nneɛma a obi betumi agyina so atetew n’aware mu. Paulo kaa sɛ: “Sɛ ɔbea bi nso wɔ kunu a onnye nni, na sɛ ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ogyaa ne kunu no.” (1 Kor. 7:12, 13) Saa asɛm yi fa yɛn nso yɛn ho nnɛ. Ɛwom, ɛtɔ da a ‘okunu a onnye nni’ yɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ ‘ɔmpene so sɛ ɔne ɔbea no bɛtena.’ Ebia ɔhwe ɔbea no anaa ɔyɛ no ayakayakade, enti ɔbea no te nka sɛ n’apɔwmuden anaa ne nkwa mpo da asiane mu. Ebia ɔmpɛ sɛ ɔhwɛ ɔbea no ne ne mma, anaasɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛremma ne yere no ntumi nkɔ so nsom Onyankopɔn yiye na onni no nokware. Nsɛm a ɛte saa mu no, Kristoni bea bi betumi asi gyinae sɛ, ɛmfa ho nea ne kunu bɛka biara no, ne kunu no suban kyerɛ sɛ ‘ɔmpene so sɛ ɔne no bɛtena,’ enti ehia sɛ wɔtetew mu. Nanso, Kristofo foforo a wɔwɔ tebea a emu yɛ den saa mu ntetewee wɔn aware mu; wɔatena aware no ho, na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa ama aware no ayɛ yiye. w18.12 13 ¶14; 14 ¶16-17

Yawda, August 27

Eyi ne wɔn a . . . wɔde boasetɔ sow aba.​—Luka 8:15.

Ogufo ho mfatoho a ɛwɔ Luka 8:5-8, 11-15 no mu no, aba no ne “Onyankopɔn asɛm,” anaa Ahenni no ho asɛm no. Asase no gyina hɔ ma nnipa koma. Aba a ekoguu asase pa mu no gyee ntini, efifii, na eyii awi anaa ayuo bɛtem, na “ɛsow aba mmɔho ɔha.” Sɛnea asase pa a Yesu kaa ho asɛm wɔ ne mfatoho no mu koraa aba no so no, saa ara na yɛn nso yegyee asɛm no toom na yekuraa mu. Ɛno nti, Ahenni no ho asɛm a wogui no gyee ntini na enyinii. Sɛ yɛbɛka a, enyin yii awi bɛtem, na bere rekɔ so no, bere soe sɛ ɛsow aba. Awi bɛtem sow aba foforo na ɛnyɛ awi bɛtem foforo, saa ara na yɛn nso yɛsow Ahenni aba foforo na ɛnyɛ asuafo foforo. Sɛn na yɛsow Ahenni aba foforo? Bere biara a yɛbɛka Ahenni no ho asɛm no, sɛ yɛbɛka a, na yɛrepete aba a woguu no yɛn koma mu no ara bi. (Luka 6:45; 8:1) Enti saa mfatoho yi ma yehu sɛ, bere tenten a yɛkɔ so ka Ahenni no ho asɛm no, na yɛde ‘boasetɔ resow aba.’ w18.05 14 ¶10-11

Fida, August 28

Wɔn a mepɛ wɔn asɛm nyinaa miyi wɔn ntɛn teɛ wɔn so.​—Adi. 3:19.

Ná Paulo pɛ sɛ ɔka nsɛm a ɛhyɛ nkuran kyerɛ ne nuanom, na ɔsan nso ‘de ne ho nneɛma ma, na ɔde ne ho ma wɔn korakora.’ (2 Kor. 12:15) Saa ara na ɛnnɛ nso, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo de wɔn anom nsɛm hyɛ wɔn nuanom nkuran na wɔkyekye wɔn werɛ de hyɛ wɔn den. Wɔyɛ saa a, wɔma wohu sɛ wodwen wɔn ho ankasa. (1 Kor. 14:3) Sɛ asafo mu mpanyimfo pɛ sɛ wɔhyɛ afoforo den a, ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ wotu fo nso. Bible ma yehu sɛnea yebetu afoforo fo ama ahyɛ wɔn nkuran, na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no sua biribi fi mu. Yesu ankasa yɛɛ wei ho nhwɛso a edi mũ bere a owui na ɔsɔre fii awufo mu no. Ɔde afotu a emu yɛ den maa asafo ahorow bi wɔ Asia Kumaa, nanso yɛnhwɛ ɔkwan a ɔfaa so de mae. Ansa na ɔde afotu no rema Efeso, Pergamo, ne Tiatira asafo no, ɔkamfoo wɔn. (Adi. 2:1-5, 12, 13, 18, 19) Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo tu afoforo fo a, ɛyɛ papa sɛ wosuasua Kristo. w18.04 22 ¶8-9

Memeneda, August 29

‘Agyanom, monkɔ so ntete mo mma Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.’​—Efe. 6:4.

Awofo, akyinnye biara nni ho sɛ, moyɛ nea mubetumi biara sɛ mobɛbɔ mo mma ho ban afi yare ho. Musiesie mo fie kama, na biribiara a ebetumi abɔ mo anaa mo mma yare no, motow gu. Saa ara na ɛsɛ sɛ mobɔ mo mma ho ban fi TV so dwumadi, kɔmputa so agodie, ne wɛbsaet a ebetumi ama wɔanya Satan adwene no ho. Yehowa de ahyɛ mo nsa sɛ mommoa mo mma ma wɔne Yehowa mfa adamfo. (Mmeb. 1:8) Enti, ɛnsɛ sɛ musuro sɛ mobɛhyehyɛ mmara a egyina Bible so ama mo abusua. Momma mo mma nkumaa nhu nneɛma a wobetumi ahwɛ ne nea wɔrentumi nhwɛ, na mommoa wɔn mma wonhu nea enti a moasisi saa gyinae no. (Mat. 5:37) Bere a mo mma no renyin no, montete wɔn mma wonhu nea Yehowa kyerɛ sɛ ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. (Heb. 5:14) Monkae sɛ, mo mma besua nneɛma pii afi mo nneyɛe mu.​—Deut. 6:6, 7; Rom. 2:21. w19.01 16 ¶8

Kwasida, August 30

Nkwakoraa ne mmarimaa. Momma wonyi Yehowa din ayɛ.​—Dw. 148:12, 13.

Sɛ woyɛ Kristoni a woyɛ ɔbabun a, adɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wobɛfa wɔn a wɔn mfe akɔ anim nnamfo? Wubetumi abisa wɔn nidi mu ama wɔaka osuahu bi a wɔanya wɔ mfe a wɔde asom Yehowa no mu akyerɛ wo. Woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ wo den pa ara, na ɛbɛhyɛ wo ne wɔn nyinaa nkuran kɛse na moama nokware hann no ahyerɛn. Yɛn nyinaa nso betumi de ayɛ yɛn botae sɛ yebegye wɔn a wɔba nhyiam wɔ yɛn Ahenni Asa so no fɛw so. Sɛ wunya hokwan hwɛ asɛnka nhyiam so a, wubetumi aboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ama wɔayɛ asɛnka adwuma no bi. Hwɛ ma wonnya asasesin a ɛnyɛ den sɛ wobetumi ayɛ mu adwuma. Ɛtɔ da a, wubetumi ama aberante anaa ababaa bi ne obi a ne mfe akɔ anim anantew wɔ asɛnka mu na waso no mu. Afei nso, wɔn a wɔyare ne wɔn a tebea bi nti wontumi nyɛ pii no, wubetumi ama wɔahu sɛ wote wɔn ase. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wode ntease ne nhumu yɛ adwuma a, ebetumi aboa mpanyin ne mmofra, wɔn a wɔn ho akokwaw ne wɔn a wɔn ho nkokwawee ma wɔde nsi ne ahokeka aka asɛmpa no.​—Lev. 19:32. w18.06 23 ¶10-12

Dwoda, August 31

Mommfa mo ahofadi no nnyɛ bɔne nkataanim, na mmom sɛ Onyankopɔn nkoa.​—1 Pet. 2:16.

Ɛnsɛ sɛ yebu nea Yehowa ayɛ ama yɛn no ade ketewaa bi da. Agyede no nti, yebetumi de ahonim pa asom yɛn Nyankopɔn, na wei bɛma yɛn ani agye ankasa. (Dw. 40:8) Ahofadi a ɛsom bo a yɛanya no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ, na afei nso ɛnsɛ sɛ yɛtoto no ase da. Ɔsomafo Petro bɔɔ kɔkɔ sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛde ahofadi a yɛwɔ no yɛ nkataanim na yekodi honam akɔnnɔ akyi. Saa kɔkɔbɔ yi nkae wo nea ɛtoo Israelfo wɔ sare no so anaa? Ehia sɛ yɛn nso yetie saa kɔkɔbɔ no, na ɛnnɛ koraa mpo na ɛsɛ sɛ yetie no yiye. Satan ne ne wiase no ayɛ afɛfɛde ne akɔnnɔde pii a ɛtwetwe nnipa. Ebi yɛ ntade ne nneɛma a yɛde siesie yɛn ho, nnuan ne anonne, nneɛma a yɛde gye yɛn ahome ne nea yɛde gyigye yɛn ani, ne nneɛma foforo pii. Wɔn a wɔbɔ nneɛma a wɔtɔn ho dawuru ani atew, na mpɛn pii no, wɔde nnipa a wɔn ho yɛ fɛ bata nneɛma a wɔrebɔ ho dawuru no ho de dɛfɛdɛfɛ yɛn sɛnea yɛbɛtɔ nneɛma a ɛho nhyɛ da nhia yɛn. Ɛnyɛ den koraa sɛ saa afiri yi betumi ayi yɛn ama yɛatoto yɛn ahofadi ase! w18.04 10 ¶7-8

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena