Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es20 kr. 88-98
  • September

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • September
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Benada, September 1
  • Wukuda, September 2
  • Yawda, September 3
  • Fida, September 4
  • Memeneda, September 5
  • Kwasida, September 6
  • Dwoda, September 7
  • Benada, September 8
  • Wukuda, September 9
  • Yawda, September 10
  • Fida, September 11
  • Memeneda, September 12
  • Kwasida, September 13
  • Dwoda, September 14
  • Benada, September 15
  • Wukuda, September 16
  • Yawda, September 17
  • Fida, September 18
  • Memeneda, September 19
  • Kwasida, September 20
  • Dwoda, September 21
  • Benada, September 22
  • Wukuda, September 23
  • Yawda, September 24
  • Fida, September 25
  • Memeneda, September 26
  • Kwasida, September 27
  • Dwoda, September 28
  • Benada, September 29
  • Wukuda, September 30
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2020
es20 kr. 88-98

September

Benada, September 1

Ɛwom sɛ munhuu no da de, nanso modɔ no.​—1 Pet. 1:8.

Yesu kyerɛe sɛ ɔwɔ tema ma Marta ne Maria. Bere a Yesu hui sɛ wɔredi wɔn nuabarima Lasaro wu ho awerɛhow no, “Yesu sui.” (Yoh. 11:32-35) Ɛnyɛ Yesu adamfo pa ara a na wahwere no nti na osui, efisɛ na onim sɛ ɔrekonyan Lasaro. Mmom no, bere a Yesu hui sɛ ne nnamfo a ɔdɔ wɔn no redi awerɛhow no, ɔtee wɔn ase, na ɛno na ɛkaa no ma osui. Yɛahu sɛ Yesu wɔ tema ma nnipa, na ɛno hyɛ yɛn nkuran pa ara. Ɛwom, Yesu yɛ pɛ, na yɛn de yɛtɔ sin. Nanso, sɛnea oyii ne yam boaa afoforo nti, yɛdɔ no. Seesei ɔno na ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene, na ɛno hyɛ yɛn nkuran. Obeyi amanehunu nyinaa afi hɔ nnansa yi ara. Esiane sɛ Yesu atena asase so sɛ onipa pɛn nti, ɛyaw ne amanehunu a Satan nniso ama yɛafa mu no, ɔno pa ara na obetumi aboa yɛn ama yɛade yɛn ho afi ho. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa adom yɛn sɛ wama yɛn Sodifo a obetumi ‘ate yɛn mmerɛwyɛ ase.’​—Heb. 2:17, 18; 4:15, 16. w19.03 17 ¶12-13

Wukuda, September 2

Obiara ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.​—Yoh. 6:44.

Yebetumi aboa nkurɔfo ama wɔasua Onyankopɔn ho ade, nanso adwuma no fã titiriw pa ara no, ɛnyɛ yɛn na yɛyɛ. (1 Kor. 3:6, 7) Yehowa na ɔtwe nkurɔfo ba ne nkyɛn. Obi begye asɛmpa no atom oo, ɔrennye ntom oo, egyina onii no koma so. (Mat. 13:4-8) Momma yɛnkae sɛ nnipa dodow no ara annye asɛmpa a Yesu kae no antom, nanso na ɔno ne Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara a watena ase pɛn! Enti nea ɛwom ara ne sɛ, nkurɔfo a yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛboa wɔn no, sɛ wɔantie asɛmpa a yɛka no a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu. Yenya tema ma afoforo wɔ asɛnka mu a, nneɛma pa befi mu aba. Yɛn ani begye asɛnka adwuma no ho kɛse. Yebenya ɔma mu anigye a ɛsen biara. Afei nso, yɛbɛma ayɛ mmerɛw ama “wɔn a wɔpɛ daa nkwa” no sɛ wobegye asɛmpa no atom. (Aso. 13:48) Enti “mpɛn dodow a yɛwɔ bere a ɛfata no, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye.” (Gal. 6:10) Yɛyɛ saa a, yɛn ani begye sɛ yɛahyɛ yɛn soro Agya no anuonyam.​—Mat. 5:16. w19.03 25 ¶18-19

Yawda, September 3

Meyi wo ayɛ asafo mfinimfini.​—Dw. 22:22.

Ɔhene Dawid kaa sɛ: “Yehowa yɛ kɛse na ɔfata ayeyi pii.” (Dw. 145:3) Ná Dawid dɔ Yehowa, na saa ɔdɔ no kaa no ma oyii Onyankopɔn ayɛ wɔ “asafo mfinimfini.” (1 Be. 29:10-13; Dw. 40:5) Ɛnnɛ, ade baako a yebetumi ayɛ de ayi Yehowa ayɛ ne sɛ yɛbɛma mmuae wɔ Kristofo nhyiam ase. Sɛ yɛte mmuae ahorow wɔ asafo nhyiam ase a, yɛn nyinaa ani gye. Sɛ abofra kumaa bi yi ne yam de ɔno ankasa nsɛm ma mmuae a emu da hɔ a, yɛn ani gye. Sɛ obi de anigye reka nokwasɛm bi a wahu no foforo ho asɛm a, ɛka yɛn koma. Ebinom fɛre ade anaasɛ afei na wɔresua yɛn kasa. Sɛ nkurɔfo a wɔte saa ‘nya akokoduru’ ma mmuae a, ɛma yɛn ani gye wɔn ho pa ara. (1 Tes. 2:2) Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ mmɔden a wɔabɔ no? Sɛ yɛpɔn adesua no a, yebetumi ada wɔn ase sɛ wɔmaa mmuae a ɛhyɛ nkuran. Ade foforo a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wɔayɛ no ne sɛ, yɛn ankasa nso yɛbɛma mmuae. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ, ɛnyɛ yɛn nko ara na yenya nkuranhyɛ wɔ asafo nhyiam ase, na mmom yɛn nso yɛhyɛ afoforo nkuran.​—Rom. 1:11, 12. w19.01 8 ¶1-2; 9 ¶6

Fida, September 4

Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ.​—Kol. 3:15.

Ná mmarima du no ho yeraw wɔn. Ná wɔyare kwata, na na wonni anidaso biara sɛ wobenya ayaresa. Nanso, da bi wohuu Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no wɔ akyirikyiri. Ná wɔate sɛ Yesu asa nyarewa ahorow nyinaa bi. Enti wɔteɛɛm sɛ: “Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo, hu yɛn mmɔbɔ!” Saa mmarima du no ho tɔɔ wɔn koraa. Yebetumi aka pa ara sɛ wɔn nyinaa ani sɔɔ ayamye a Yesu daa no adi kyerɛɛ wɔn no. Nanso, wɔn mu baako de, ɛnyɛ anisɔ kɛkɛ na onyae, na mmom ɔyɛɛ biribi de kyerɛɛ nea Yesu yɛe no ho anisɔ. Saa Samariani barima a onyaa ayaresa no koma kaa no ma ɔde “nne kɛse” hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. (Luka 17:12-19) Sɛnea Samariani no yɛe no, yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ ma wɔn a wɔda ayamye adi kyerɛ yɛn. Yehowa yɛ sɛnea yɛbɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ ho nhwɛso ma yɛn. Ɔkwan baako a ɔfa so yɛ saa ne sɛ, ohyira wɔn a wɔyɛ nea ɛsɔ n’ani. (2 Sam. 22:21; Dw. 13:6; Mat. 10:40, 41) Kyerɛwnsɛm no nso hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yensuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.’ (Efe. 5:1) Nea enti pa ara a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ ne sɛ, yɛpɛ sɛ yesuasua Yehowa. w19.02 14 ¶1-2; 15 ¶4

Memeneda, September 5

Merennyaa me mũdi mu da!​—Hiob 27:5.

Abeawa bi amfa ne ho anhyɛ dapɔnna bi a ɛnsɔ Onyankopɔn ani mu wɔ sukuu. Aberante bi a ɔfɛre ade a ɔredi adanse wɔ afie afie kɔbɔɔ ne yɔnko sukuuni a wadi Yehowa Adansefo ho fɛw pɛn pon mu. Ɔbarima bi a ɔreyɛ adwumaden de ahwɛ n’abusua adwumam panyin ka kyerɛɛ no sɛ ontwa nkontompo anaa ɔnyɛ biribi a etia mmara. Ɛwom sɛ ɔbarima no nim sɛ n’adwuma betumi afi ne nsa de, nanso ɔmaa adwumawura no hui sɛ ɛsɛ sɛ odi nokware na odi mmara so, efisɛ saa na Onyankopɔn pɛ sɛ n’asomfo yɛ.(Rom. 13:1-4; Heb. 13:18) Suban bɛn na wuhu sɛ saa nnipa mmiɛnsa yi daa no adi? Ebia wuhu suban pii; ebi ne akokoduru ne nokwaredi. Nanso, wɔn nyinaa daa suban baako bi a ɛho hia pa ara adi; ɛno ne mũdi. Nnipa mmiɛnsa no mu biara dii Yehowa nokware. Wɔn mu biara ammu Onyankopɔn mmara so. Nea enti a wɔyɛɛ saa ne sɛ, na wɔpɛ sɛ wokura wɔn mũdi mu. Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa de wɔn mu biara bɛhoahoa ne ho sɛ wɔdaa saa su no adi. Yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛma yɛn Agya a ɔwɔ soro no ani gye. w19.02 2 ¶1-2

Kwasida, September 6

Mmara no kura nnepa a ɛbɛba no sunsuma.​—Heb. 10:1.

Wɔn a Mose Mmara no bɔɔ wɔn ho ban pa ara ne wɔn a na wɔn ankasa ntumi mmɔ wɔn ho ban. Ebi ne nnyanka, akunafo, ne ahɔho. Yehowa ka kyerɛɛ Israel atemmufo sɛ: “Sɛ ɔhɔho anaa agyanka de asɛm ba w’anim a, nnan atemmu ani, na nnye okunafo ntama awowa.” (Deut. 24:17) Ɔmanfo a na wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ pa ara no, na Yehowa dwen wɔn ho ankasa. Yehowa twee nkurɔfo a wɔteetee wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no aso. (Ex. 22:22-24) Yehowa pɛ sɛ wɔn a ɔde asɛyɛde ahyehyɛ wɔn nsa no ma wɔn ani kũ nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn ase no nyinaa ho. Yehowa kyi mogyafra, na ɔpɛ sɛ obiara nya ahobammɔ na wobu atɛntrenee ma obiara, titiriw, wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no. (Lev. 18:6-30) Sɛ yehu sɛ Yehowa ne yɛn redi no trenee so a, ɔdɔ a yɛwɔ ma no no yɛ kɛse. Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne ne gyinapɛn ahorow a ɛteɛ a, ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛdɔ afoforo, na yɛne wɔn di no yiye. w19.02 24-25 ¶22-26

Dwoda, September 7

Yenkyi bɔne ne wiase akɔnnɔ.​—Tito 2:12.

Yɛnhwɛ nhwɛso bi a ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛbɛbɔ yɛn ho ban na yɛannya Satan adwene no bi. Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn sɛ ‘aguamammɔ ne afideyɛ biara de, ɛnsɛ sɛ wɔbɔ so mpo wɔ yɛn mu.’ (Efe. 5:3) Nanso, sɛ yɛwɔ adwuma mu anaa sukuu mu na yɛn mfɛfo fi ase ka aguamansɛm a, dɛn na yɛbɛyɛ? Ebia ɔwɛmfo no, anaa yɛn ahonim bɛbɔ yɛn kɔkɔ. (Rom. 2:15) Nanso, yebetie yɛn ahonim anaa? Ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yentie nkɔmmɔ a yɛn mfɛfo rebɔ no anaa yɛnhwɛ mfoni a ebia wɔrehwɛ no bi. Nanso, saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛsesa nkɔmmɔ no anaa yefi hɔ na yɛantɔ asiane mu. Sɛ yɛn mfɛfo pɛ sɛ wɔtwetwe yɛn ma yedwinnwen nneɛma bɔne ho anaa yɛyɛ nneɛma bɔne a, egye akokoduru na ama yɛatumi atwe yɛn ho afi ho. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa hu mmɔden a yɛbɔ, na ɔbɛma yɛanya akokoduru ne nyansa a yehia na yɛannya Satan adwene no bi.​—2 Be. 16:9; Yes. 40:29; Yak. 1:5. w19.01 17-18 ¶12-13

Benada, September 8

‘Mitwaa m’ani hwɛɛ adwuma a mede me nsa ayɛ nyinaa, na hwɛ! ne nyinaa yɛ ahuhude, na biribiara so nni mfaso.’​—Ɔsɛnk. 2:11.

Ná Solomon wɔ tumi, na na wanya ne ho sei ara tam; ɔyɛe sɛ ɔbɛsɔ biribi ahwɛ. Ɔno ankasa kaa sɛ: ‘Ma mensɔ anigye nhwɛ, na menhwɛ sɛ adepa bi wom’ anaa. (Ɔsɛnk. 2:1-10) Osisii adan, ɔyeyɛɛ nturo ne mfikyifuw, na ɔyɛɛ nea ne koma pɛ biara. Ɛno akyi no, ɔtee nka sɛn? Ne koma tɔɔ ne yam? N’ani gyei anaa? Enhia sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka biribi. Solomon ankasa kaa wɔ ɛnnɛ asɛm no mu. Wei yɛ asuade kɛse pa ara! Wubetie saa afotu yi agu aso pa mu anaa? Yehowa mpɛ sɛ wudi mfomso na wuhu amane ansa na woasua biribi afi mu. Ɛwom, wuhia gyidi na ama woatie Onyankopɔn na wode n’apɛde adi kan wɔ w’asetena mu. Saa gyidi no, mfaso wɔ so pa ara, na enni huammɔ da. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa werɛ remfi ‘ɔdɔ a wodaa no adi wɔ ne din’ ho no da. (Heb. 6:10) Enti, yere wo ho ma wo gyidi nyɛ den, na wo ara wubehu sɛ wo soro Agya no pɛ sɛ esi wo yiye pa ara.​—Dw. 32:8. w18.12 22 ¶14-15

Wukuda, September 9

Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.​—Rom. 5:8.

Obi a Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan wɔ Onyankopɔn mu gyidi, na ɔwɔ Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma ho. Ɔhwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ, na wasi ne bo sɛ obetie no. (1 Kor. 2:12, 13) Dawid yɛ obi a na Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan. Ɔtoo dwom sɛ: “Yehowa ne me kyɛfa ne kuruwa a wɔasusuw ama me.” (Dw. 16:5) Abusuabɔ pa a na Dawid ne Onyankopɔn wɔ no ka ne “kyɛfa” no ho. Ná ɔde Onyankopɔn ayɛ ne guankɔbea. (Dw. 16:1) Dɛn na efii mu bae? Ɔkaa sɛ: “M’anuonyam adi ahurusi.” Nokwasɛm ne sɛ, abusuabɔ a na Dawid ne Onyankopɔn wɔ no na ɛmaa n’ani gyei pa ara. (Dw. 16:9, 11) Nnipa a wɔde wɔn ani si anigyede ne sika so no, wonnya anigye a Dawid nyae no bi. (1 Tim. 6:9, 10) Sɛ wunya Yehowa mu gyidi na wosom no a, ebesi wo yiye na woanya akomatɔyam. Dɛn na wobɛyɛ na wo gyidi ayɛ den? Ɛsɛ sɛ wo ne Yehowa bɔ; nea wobɛyɛ ne sɛ wobɛkenkan n’Asɛm, ahwɛ nneɛma a wabɔ, asusuw ne su ahorow ne ɔdɔ a ɔwɔ ma wo ho.​—Rom. 1:20. w18.12 25-26 ¶7-8

Yawda, September 10

Mo nyinaa, momma aware ho mmra nyam.​—Heb. 13:4.

Ɛnyɛ aware ho asɛm biara kɛkɛ na na Paulo reka. Mmom, na ɔreka akyerɛ Kristofo sɛ ɛsɛ sɛ wodi aware ni, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wobu aware sɛ ɛyɛ ade a ɛsom bo. Saa na wubu aware? Ne titiriw no, sɛ woaware a, saa na wubu w’aware? Sɛ wubu aware sɛ ɛsom bo a, ɛnde na woresuasua nhwɛso pa. Yesu dii aware ni. Bere a Farisifo no bisaa Yesu awaregyae ho asɛm no, ɔtwee wɔn adwene sii asɛm a Onyankopɔn kae bere a ɔhyehyɛɛ aware a edi kan no so. Yesu kaa sɛ: “Eyi nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro.” Yesu de kaa ho sɛ: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.” (Mar. 10:2-12; Gen. 2:24) Yesu gye toom sɛ, Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware, na osii so dua sɛ ɛnsɛ sɛ awarefo tetew wɔn aware mu. Onyankopɔn anka ankyerɛ Adam ne Hawa sɛ wobetumi agyae aware. Bere a Yehowa hyehyɛɛ aware wɔ Eden no, na n’atirimpɔw ne sɛ ɔbarima bɛware ɔbea baako, na “wɔn baanu” abom atena sɛ awarefo daa. w18.12 10-11 ¶2-4

Fida, September 11

Munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo.​—Rom. 12:2.

Bere a yehuu nokware no foforo no, yehui sɛ ehia sɛ yɛde Yehowa ahyɛde a ɛfa mfitiase nkyerɛkyerɛ ho no bɔ yɛn bra. Nanso, bere a yɛne Yehowa abusuabɔ mu reyɛ den no, yehu adwene a Yehowa wɔ wɔ nneɛma ho yiye; nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ, ne sɛnea osusuw nneɛma ho. Sɛ yehu sɛnea yɛde Yehowa adwene besusuw nneɛma ho na yegyina so sisi gyinae wɔ nneɛma a yɛyɛ ho a, ɛkyerɛ sɛ yɛanya Yehowa adwene. Ɛwom, yɛn ani gye ho sɛ yebesua sɛ yebedwen nneɛma ho te sɛ Yehowa, nanso ebetumi ayɛ den. Ɛtɔ da a, yɛn sintɔ nti, ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ saa. Nhwɛso bi ni. Yenim adwene a Yehowa wɔ wɔ aguamammɔ, adedodowpɛ, asɛnka adwuma, mogya a wɔde di dwuma wɔ kwammɔne so, ne nneɛma foforo ho. Nanso, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛte adwene a Yehowa wɔ wɔ saa nneɛma no ho ase yiye. Dɛn na yebetumi ayɛ? Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so anya Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma ho? Nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so anya Onyankopɔn adwene no, ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm, yɛte ne nsusuwii ase, yedwinnwen ho, na yɛyere yɛn ho nya adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nneɛma ho no bi. w18.11 23-24 ¶2-4

Memeneda, September 12

Memfrɛ wo nkosi da bɛn na woagye me afi amumɔyɛsɛm mu?​—Hab. 1:2.

Habakuk tenaa ase wɔ mmere a emu yɛ den pa ara mu. Ná nnipa a wɔatwa ne ho ahyia yɛ nneɛma bɔne, na na wɔyɛ basabasa, enti ɛmaa ne werɛ how yiye. Bere bɛn na na nneɛma bɔne a wɔreyɛ no bɛba awiei? Adɛn nti na ɛkyɛe saa ansa na Yehowa reyɛ ho biribi? Baabiara a na Habakuk bɛhwɛ no, nea na ohu ara ne sɛnea ne man mufo rebu ntɛnkyea na wɔrehyɛ afoforo so. Ná onhu nea ɔnyɛ. Bere a nneɛma bɔne a ɛte saa rekɔ so no, Habakuk su frɛɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ ho biribi. Ebia Habakuk fii ase nyaa adwene sɛ gyama nea ɛrekɔ so no mfa Yehowa ho. Ɛyɛe sɛ nea na Onyankopɔn rekyɛ wɔ ho. Sɛnea Onyankopɔn somfo a ɔdɔ no no tee nka no, woate nka saa pɛn? Ná Habakuk nni Yehowa mu ahotoso bio anaa? Ná onnye nni bio sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ bɛba mu anaa? Ɛnte saa koraa! Habakuk amfa ne haw ne ne dadwen anto nnipa anim, na mmom ɔde too Yehowa anim. Ɛno nko ara kyerɛ sɛ, na ɔda so ara wɔ Yehowa mu ahotoso. Ná nneɛma haw Habakuk, efisɛ nea enti a na Onyankopɔn retwentwɛn ne nan ase na ɔnyɛɛ nea ɛrekɔ so no ho hwee no, na ɔnte ase. Saa ara na na onhu nea enti a Onyankopɔn ahwɛ ama ɔrehu amane saa. w18.11 14 ¶4-5

Kwasida, September 13

Munnyae ademude a mohyehyɛ wɔ asase so no.​—Mat. 6:19.

Ná Petro ne Andrea yɛ mpataayifo, nanso bere a Yesu frɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ “nnipa yifo” no, ‘wogyaw wɔn asau hɔ.’ (Mat. 4:18-20) Nokwasɛm ne sɛ, ɛnnɛ, nnipa a wohu nokware no, ɛnyɛ wɔn mu dodow no ara a na wobetumi agyaw wɔn adwuma hɔ saa. Bible ka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma de hwɛ wɔn abusua. (1 Tim. 5:8) Nanso, sɛ obi hu nokware no a, ɛsɛ sɛ bere ne bere mu ɔsesa adwene a ɔwɔ wɔ ahonyade ho, na ohu nneɛma a ehia sɛ ɔde di kan wɔ n’asetena mu. Yɛnhwɛ Maria asɛm no. Ná gɔlfbɔ ne ne biribiara, na na ne botae ne sɛ ɔde gɔlfbɔ bɛyɛ n’adwuma na wanya sika pii. Afei, Maria fii ase sɛ ɔresua Bible, na n’ani gyee nokware a na ɔresua no ho. Nsakrae a nokware no boaa no ma ɔyɛe wɔ n’asetena mu no, n’ani gyee ho. Maria hui sɛ ɛbɛyɛ den ama no sɛ ɔbɛkɔ so asom Yehowa, na bere koro no ara nso ɔde gɔlfbɔ ayɛ n’adwuma. (Mat. 6:24) Efi Maria mmofraase no, na ne botae pa ara ne sɛ ɔbɛbɔ gɔlf anya sika pii na wagye din. Nanso, ogyaee wei nyinaa akyi di. Seesei ɔyɛ ɔkwampaefo, na ɔka sɛ wanya “anigye ne anidaso papa bi wɔ n’asetena mu.” w18.11 5 ¶9-10

Dwoda, September 14

‘Oyi ne duadwumfo no, Maria ba no.’​—Mar. 6:3.

Bere a Yesu dii mfe 30 no, ɔde nnwinnade a ɔde yɛ duadwumfo adwuma no guu hɔ, efisɛ na onim sɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ɔbɛyɛ no na na ɛho hia pa ara. Ɔkaa sɛ, Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a ɔbɛka ne ade baako nti a Onyankopɔn somaa no baa asase so. (Mat. 20:28; Luka 3:23; 4:43) Ná asɛnka adwuma no ne adwuma a ɛho hia Yesu pa ara wɔ n’asetena mu, na na ɔpɛ sɛ afoforo bɛka ne ho ma wɔyɛ saa adwuma no. (Mat. 9:35-38) Yɛn mu pii no ara nyɛ dua adwumfo, nanso yɛn nyinaa yɛ akyerɛkyerɛfo a yɛka asɛmpa no. Saa adwuma yi ho hia araa ma Onyankopɔn reyɛ bi; wɔfrɛ yɛn “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” (1 Kor. 3:9; 2 Kor. 6:4) Yegye tom sɛ “[Yehowa asɛm] mũ no nyinaa yɛ nokware.” (Dw. 119:159, 160) Ɛno nti, sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ ‘yebekura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’ (2 Tim. 2:15) Bible ne adwinnade titiriw a yɛde kyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wohu nokware a ɛfa Yehowa, Yesu, ne Ahenni no ho. Enti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu sɛnea yɛde Bible no bɛyɛ adwuma yiye. w18.10 11 ¶1-2

Benada, September 15

‘Mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, na ɛsɛ sɛ mokae asɛm a Awurade Yesu ankasa kae no.’​—Aso. 20:35.

Sɛ okunu suasua Yesu Kristo a ɔyɛ ne ti a, ɔboa ne yere ma onya “obu kɛse” ma no. (Efe. 5:22-25, 33) Sɛ ɔbea no nya obu a ɛte saa ma ne kunu a, ɛbɛma wate ne kunu ase, na ɔne no adi no yiye. Sɛ okunu ne ɔyere ne wɔn ho wɔn ho di no yiye na wobu wɔn ho wɔn ho a, wɔyɛ nhwɛso pa ma wɔn mma. Awofo titiriw na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔtete wɔn mma ma wohu sɛnea wobedwen afoforo ho. Ɛho nhwɛso ni. Awofo betumi akyerɛ wɔn mma sɛ ɛnsɛ sɛ wotu mmirika wɔ Ahenni Asa so. Sɛ awofo ne wɔn mma kɔ apontow ase a, wobetumi aka akyerɛ wɔn mma sɛ wɔmma wɔn a wɔn mfe akɔ anim nni kan nkɔfa wɔn aduan. Sɛ abofra bi yɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ odwen yɛn ho a, ɛsɛ sɛ yɛkamfo no; ebia wabue pon ama yɛn. Sɛ yɛkamfo abofra no a, ɛbɛma n’ani agye, na aka ne koma ama wahu sɛ “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” w18.09 29 ¶5-6

Wukuda, September 16

Mo Kannifo yɛ biako, ɔne Kristo.​—Mat. 23:10.

Yɛn Hene Yesu Kristo a ɔredi ade no ma yɛn akwankyerɛ; yɛahu sɛ ɛbɛboa yɛn nnɛ ne daakye. Enti mfaso a yɛanya afi nsakrae a aba nnansa yi a yɛagye atom so no, momma yenni ho ahurusi. Ɛbɛyɛ papa sɛ, sɛ moreyɛ abusua som a, nsakrae a wɔayɛ wɔ asafo nhyiam a yɛyɛ wɔ nnawɔtwe no mu ne asɛnka ho no, mubesusuw sɛnea aboa mo abusua no ho. Sɛ yehu nea enti a Yehowa ahyehyɛde no de akwankyerɛ ma yɛn ne sɛnea ɛboa yɛn a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛde bɛyɛ adwuma na ama yɛn ani agye. Yɛn ani gye ho sɛ wɔatew nhoma a yetintim no dodow so ama ɛka a ahyehyɛde no bɔ so atew. Afei nso, abɛɛfo mfiri a yɛde reyɛ adwuma no boa ma nnipa pii te Ahenni ho asɛmpa no wɔ wiase baabiara. Enti, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yebetumi de video ahorow ne nhoma a ɛwɔ Intanɛt so adi dwuma kɛse. Yɛyɛ saa a, na yɛreboa Kristo ama ɔde ahyehyɛde no agyapade adi dwuma yiye. Sɛ yefi yɛn komam gye Kristo akwankyerɛ tom a, yɛhyɛ yɛn nuanom gyidi den, na yɛboa ma baakoyɛ tena yɛn mu. w18.10 25-26 ¶17-19

Yawda, September 17

Esiane sɛ yɛwɔ ayamhyehye ma mo nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛn ani gyee ho yiye sɛ yɛde bɛma mo, na mmom yɛn ankasa kra nso.​—1 Tes. 2:8.

Sɛ yɛwɔ ayamhyehye ne odwo te sɛ Yehowa a, obetumi afa yɛn so abua obi a ɔrehu amane mpaebɔ. (2 Kor. 1:3-6) Nanso, nhwɛ kwan sɛ wo nuanom Kristofo bɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Nya wo nuanom Kristofo ho adwempa. Sɛ wohwɛ kwan sɛ wo nuanom bɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ a, ɛrenyɛ yiye, na ɛbɛma w’abam abu. (Ɔsɛnk. 7:21, 22) Kae sɛ, Yehowa nhwɛ kwan sɛ n’asomfo bɛyɛ nea ɛboro wɔn ahoɔden so. Sɛ yesuasua no a, yebenya yɛn nuanom sintɔ ho abotare. (Efe. 4:2, 32) Sɛ́ anka wobɛma wɔanya adwene sɛ nea wɔreyɛ nsɔ ani no, bɔ mmɔden sɛ wobɛkamfo wɔn wɔ nea wɔreyɛ ho. Ɛno betumi ahyɛ wɔn nkuran. Sɛ yeyi yɛn yam kamfo yɛn nuanom a, ebetumi ahyɛ wɔn den na aboa wɔn ama wɔanya “biribi de ahoahoa” wɔn ho wɔ wɔn som adwuma mu. Hwɛ sɛnea ɛyɛ pa ara sɛ yɛbɛyɛ saa sen sɛ yɛde wɔn bɛtoto afoforo ho sɛnea ɛnsɛ.​—Gal. 6:4. w18.09 16 ¶16-17

Fida, September 18

M’aduan ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde na mawie n’adwuma.​—Yoh. 4:34.

Ná Onyankopɔn apɛde a Yesu bɛyɛ no te sɛ aduan ma no. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛte sɛ aduan? Sɛnea yedi aduan pa a ɛma yenya ahoɔden na yɛn ho tɔ yɛn no, saa ara na sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam na ɛhyɛ yɛn gyidi den. Yɛde Yehowa akwankyerɛ yɛ adwuma a, ɛkyerɛ sɛ yenim nyansa. (Dw. 107:43) Nyansa so wɔ mfaso. Bible ka sɛ: “Afɛfɛde foforo biara a wowɔ ne no nsɛ. . . . Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso mu, na wɔn a wokura mu den no, wɔbɛfrɛ wɔn anigye.” (Mmeb. 3:13-18) Yesu kaa sɛ: “Sɛ munim eyinom na moyɛ a, mo ani begye.” (Yoh. 13:17) Sɛ asuafo no kɔ so yɛ nea Yesu kaa sɛ wɔnyɛ no a, na wɔn ani begye. Asuafo no gyee Yesu nkyerɛkyerɛ toom na wosuasuaa ne nhwɛso; ɛnyɛ da koro pɛ na wɔyɛɛ saa, na mmom wɔde bɔɔ wɔn bra. w18.09 4 ¶4-5

Memeneda, September 19

Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so.​—Gen. 1:27.

Ɛwom sɛ nnipa mmienu a wodi kan no nkutoo na na wɔwɔ Eden turom hɔ de, nanso akwankyerɛ a Onyankopɔn de maa wɔn no nti na anka ɛsɛ sɛ wodwen afoforo ho. Yehowa hyiraa Adam ne Hawa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwo na wɔnnɔɔso, wɔnhyɛ asase so mã, na wonni so. (Gen. 1:28) Sɛnea na Ɔbɔadeɛ no dwen n’abɔde ho na ɔpɛ sɛ wɔn ani gye no, saa ara na anka ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa dwen nea ɛbɛma wɔn mma a na wonnya nwoo wɔn no ani begye ho. Ná Yehowa hwɛ kwan sɛ Adam ne n’asefo bɛtrɛw paradise mu akɔ asase so baabiara na wɔatena so. Ná ebehia sɛ Adam asefo a wɔredɔɔso nyinaa boa ma wɔyɛ saa adwuma kɛse no. Sɛ na Yehowa atirimpɔw bɛba mu a, na ebehia sɛ mmarima ne mmea a wɔyɛ pɛ ne Yehowa bom yɛ adwuma de trɛw Paradise mu, na ama wɔahyɛn Yehowa home mu. (Heb. 4:11) Wo de, hwɛ sɛnea anka saa adwuma no bɛma wɔn koma atɔ wɔn yam! Sɛ woyii wɔn yam dwen afoforo ho a, anka wobenya nhyira ne akomatɔyam pii. w18.08 18 ¶2; 19-20 ¶8-9

Kwasida, September 20

Ɔbɛsɛee w’akoa din kyerɛɛ me wura.​—2 Sam. 19:27.

Na sɛ obi asɛe wo din nso ɛ? Biribi a ɛte saa too Yesu ne Yohane Osuboni no. (Mat. 11:18, 19) Yesu yɛɛ n’ade sɛn bere a nkurɔfo kaa ne ho atosɛm no? Wansɛe ne bere ne n’ahoɔden nyinaa amfa anyi ne ho ano. Mmom, ɔhyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnhwɛ nea ɔyɛe ne nea ɔkyerɛkyerɛe, efisɛ ɛno na na ɛbɛma wɔahu nokware a ɛwɔ asɛm no mu. Sɛnea Yesu kae no, “nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mat. 11:19) Yebetumi asua biribi titiriw afi saa asɛm no mu. Ɛtɔ da a, nkurɔfo bɛka yɛn ho asɛmmɔne anaa wɔbɛkasa atia yɛn. Ebia yɛn yam a anka asɛm no mu nokware ada adi, na yenyae a anka yɛayɛ biribi de apopa dimmɔne no. Nanso, biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ. Sɛ obi keka yɛn ho atosɛm a, sɛnea yɛbɔ yɛn bra no betumi ama obiara ahu sɛ saa asɛm no nyɛ nokware. Yesu asɛm no ma yehu sɛ, sɛ obi ka yɛn ho atosɛm anaa asɛm a ɛnyɛ nokware turodoo fa yɛn ho, na sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛ Kristofo a, ɛbɛma nokware no ada adi. w18.08 6 ¶11-13

Dwoda, September 21

Yehowa wo Nyankopɔn na suro no. Ɔno na som no, ne ho na fa wo ho fam.​—Deut. 10:20.

Ade titiriw baako na Bible mu nsɛm a ɛfa asoɔden a Kain, Solomon, ne Israelfo a na wɔwɔ Bepɔw Sinai ho yɛe no ma yehu. Saa nkurɔfo no nyaa hokwan sɛ ‘wɔbɛsakra wɔn adwene na wɔadan wɔn ho.’ (Aso. 3:19) Yehu pefee sɛ, Yehowa mpere ne ho mpo wɔn a wodi mfomso no. Yehowa de Aaron bɔne kyɛɛ no. Ɛnnɛ, Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ wɔ bɔne ho. Ɔnam Bible, yɛn Bible ho nhoma, anaa afotu a yɛn yɔnko Kristoni bi beyi ne yam de ama yɛn so na ɔyɛ saa. Sɛ yetie kɔkɔbɔ no a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behu yɛn mmɔbɔ. Yehowa adom wɔ atirimpɔw. (2 Kor. 6:1) Ɛma yenya hokwan po “bɔne ne wiase akɔnnɔ.” (Tito 2:11-14) Bere tenten a yɛte “wiase nhyehyɛe yi mu” no, yebehyia tebea ahorow a ɛbɛsɔ yɛn gyidi ahwɛ wɔ ɔsom a ɛsɛ sɛ yɛde ma Yehowa nkutoo no ho. Momma yɛnyɛ krado bere nyinaa sɛ yebegyina Yehowa afã pintinn. w18.07 21 ¶20-21

Benada, September 22

Yehowa nim wɔn a wɔyɛ ne de.​—2 Tim. 2:19.

Yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛma Yehowa agye yɛn atom, na ɛnyɛ wiase no. Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛn werɛ amfi? Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ehia sɛ yɛkae nokwasɛm mmienu bi a ɛho hia. Nea edi kan, wɔn a wɔsom Yehowa nokwarem no, ɔkae wɔn bere nyinaa. (Heb. 6:10; 11:6) N’ani sɔ ne somfo biara yiye, na obu no sɛ ‘ɛnteɛ’ sɛ obebu n’ani agu wɔn a wɔsom no nokware mu no so. Yehowa “nim treneefo kwan,” na onim sɛnea obegye wɔn afi sɔhwɛ mu. (Dw. 1:6; 2 Pet. 2:9) Nea ɛto so mmienu, Yehowa betumi ayɛ nneɛma bi a yɛnhwɛ kwan koraa de akyerɛ sɛ onim yɛn. Bible aka sɛ, nkurɔfo a wɔyɛ papa sɛnea nnipa behu wɔn no rennya akatua biara mfi Yehowa hɔ. Adɛn ntia? Efisɛ wɔanya wɔn akatua. (Mat. 6:1-5) Nanso, nkurɔfo a wɔyɛ afoforo papa a obiara mfa nkamfo a ɛfata mma wɔn no, Yesu kaa sɛ n’Agya ‘hwɛ wɔ kokoam.’ Yehowa hu nea wɔyɛ no, na obetua obiara ka sɛnea ɛsɛ. w18.07 9 ¶8, 10

Wukuda, September 23

Mfrɛ nneɛma a Onyankopɔn atew ho sɛ ɛho agu fĩ.​—Aso. 10:15.

Petro yɛɛ basaa, na ɔnte nea ɛnne no reka akyerɛ no no ase. Saa bere no ara na mmarima a Kornelio somaa wɔn no beduu hɔ. Bere a honhom kronkron maa Petro akwankyerɛ no, otiei, na ɔne mmarima no kɔɔ Kornelio fie. Sɛ Petro gyinaa nea n’ani hu so buu atɛn a, anka ɔrenkɔ Kornelio fie da. Ná Yudafo nkɔ Amanaman mufo fie. Ná ɔtan hunu agye ntini wɔ Petro mu, nanso ɔne mmarima no kɔe. Adɛn ntia? Anisoadehu a Petro nyae ne akwankyerɛ a honhom kronkron de maa no no kaa ne koma kɛse. Bere a Petro tiee asɛm a Kornelio ka kyerɛɛ no no, ɛkaa no pa ara. Afei Yehowa honhom kaa no ma ɔkaa sɛ: “Nokwasɛm ni, mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.” (Aso. 10:34, 35) Saa ntease foforo yi maa Petro ani gyei pa ara, na na ɛbɛka Kristofo nyinaa! w18.08 9 ¶3-4

Yawda, September 24

Montan bɔne.​—Amos 5:15.

Ebia yɛbɛtwe yɛn ho koraa afi nneyɛe a Onyankopɔn kyi ho. Nanso, nneɛma bi anaa tebea ahorow bi wɔ hɔ a Kyerɛwnsɛm no nhyɛɛ ho mmara pɔtee biara. Yɛbɛyɛ dɛn ahu nea Onyankopɔn pɛ na ɛsɔ n’ani wɔ tebea ahorow a ɛte saa mu? Ɛha na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ahonim a yɛde Bible atete no no yɛ adwuma. Esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn nti, wama yɛn nnyinasosɛm a ebetumi aboa yɛn ama yɛde yɛn ahonim a yɛde Bible atete no no ayɛ adwuma yiye. Yehowa ankasa ka sɛ: “Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo, nea ogya wo fa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no so.” (Yes. 48:17, 18) Sɛ yedwinnwen Bible nnyinasosɛm ho yiye, na yɛma ɛka yɛn adwene ne yɛn koma a, yebetumi ateɛteɛ yɛn ahonim, akyerɛ no kwan, na yɛanwen no yiye. Wei bɛboa yɛn ama yɛatumi asisi gyinae pa. Nnyinasosɛm yɛ nokwasɛm titiriw a ɛboa yɛn ma yesusuw nneɛma ho, na ɛboa yɛn ma yetumi sisi gyinae pa. Sɛ yenim Yehowa nnyinasosɛm a, ɛboa yɛn ma yehu ne nsusuwii ne nea enti a ɔhyehyɛɛ mmara bi maa yɛn. w18.06 17 ¶5; 18 ¶8-10

Fida, September 25

So mmara ma kwan sɛ wotua tow ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?​—Mat. 22:17.

Ná Herode akyidifo a wɔkɔfaa saa asɛm yi bae no hwɛ kwan sɛ, sɛ Yesu ka sɛ ɛnsɛ sɛ wotua a, na wobetumi abɔ no sobo sɛ otutu ɔman ase. Sɛ na Yesu ka sɛ ɛsɛ sɛ wotua saa tow no nso a, anhwɛ a na n’akyidifo no agyae n’akyi di. Yesu hwɛɛ yiye sɛ ɔrennyina ɔfã biara wɔ towtua ho asɛm no ho. Nokwasɛm ne sɛ, na Yesu nim sɛ towgyefo no pii bɔ nyansakorɔn. Ná Yesu mpɛ sɛ biribiara twetwe n’adwene fi ade a ɛho hia pa ara a ɛne Onyankopɔn Ahenni no so. Ɛno na ebeyi nnipa haw nyinaa afi hɔ. Ɔnam nea ɔyɛe no so yɛɛ nhwɛso maa n’akyidifo nyinaa. Wei kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ Yesu akyidifo de wɔn ho gyigye amanyɔsɛm mu, sɛ ɛte sɛ nea amanyɔfo no asɛm yɛ dɛ anaa ɛteɛ mpo a, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa. Kristofo hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee. Ɛno nti, sɛ nneɛma bi nkɔ yiye a, wɔnkasa ntia anaa wonnye ho asɛm nnyina mu denneennen. (Mat. 6:33) Ansa na nnipa pii rebɛyɛ Yehowa Adansefo no, na anka amanyɔsɛm adi wɔn ti, nanso wɔatumi ayi wɔn adwene afi so. w18.06 6 ¶9-11

Memeneda, September 26

Nokware Nyankopɔn mma no hui sɛ nnipa mmabea ho yɛ fɛ.​—Gen. 6:2.

Ebia ɛnyɛ aguaman nko ara na Satan de sɔɔ abɔfo a wɔanni nokware no hwɛe, na mmom ebia ɔhyɛɛ wɔn bɔ nso sɛ ɔbɛma wɔadi adesamma so tumi. Ebia na Satan adwene ne sɛ ɔremma ‘ɔbea no aseni’ a wɔahyɛ ne ho bɔ no mma. (Gen. 3:15) Sɛnea ɛte biara no, Yehowa bɔɔ pɔw bɔne a ɛte saa no nyinaa gui. Ɔde Nsuyiri no bae saa bere no bɛsɛee Satan ne abɔfo atuatewfo no nnwuma. Enti, mmu ɔbrasɛe anaa ahantan mfiri adewa da, efisɛ etumi yɛ adwuma pa ara. Abɔfo a wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Satan no, na wɔasom wɔ Onyankopɔn anim mfe pii a yennim ano. Nanso, bebree maa akɔnnɔ bɔne gyee ntini wɔ wɔn mu. Saa ara na ebia yɛasom mfe pii wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no mu. Nanso, bere a yɛwɔ ahyehyɛde a emu tew yi mu mpo no, akɔnnɔ bɔne betumi agye ntini wɔ yɛn mu. (1 Kor. 10:12) Enti, ɛho hia pa ara sɛ yɛhwehwɛ yɛn komam bere nyinaa, na yeyi ɔbrasɛe ho adwene ne ahantan biara fi yɛn mu!​—Gal. 5:26; Kol. 3:5. w18.05 25 ¶11-12

Kwasida, September 27

Midi awerɛhow kɛse ne yaw a ennyae da wɔ me koma mu.​—Rom. 9:2.

Esiane sɛ Yudafo no antie Ahenni no ho asɛm no nti, Paulo abam bui. Ɛno mpo no, wannyae wɔn akyi di. Hwɛ nea ɔkae wɔ krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Roma no mu. Ɔkaa sɛnea na ɔte nka wɔ saa Yudafo no ho sɛ: “Nokwasɛm ne sɛ, nea me koma pɛ, ne m’adesrɛ a mede to Onyankopɔn anim ma wɔn ne sɛ wobenya nkwa. Efisɛ midi wɔn adanse sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ho nnamyɛ de, nanso ɛnyɛ nokware nimdeɛ mu.” (Rom. 10:1, 2) Paulo kyerɛɛ nea enti a ɔkɔɔ so kaa asɛm no kyerɛɛ Yudafo no. Nea ɛma ɔyɛɛ saa ne sɛ na ‘ne koma pɛ.’ Nea na ɛda ne koma so ne sɛ Yudafo binom benya nkwa. (Rom. 11:13, 14) Paulo bɔɔ Onyankopɔn mpae srɛɛ no sɛ ɔmmoa Yudafo binom ma wontie Ahenni no ho asɛm no. Paulo de kaa ho sɛ: “Wɔwɔ Onyankopɔn ho nnamyɛ.” Ohui sɛ nkurɔfo wɔ koma pa na wobetumi abɛsom Yehowa. Ná Paulo nim pa ara sɛ, sɛ obi wɔ nnamyɛ na ɔde di dwuma yiye a, obetumi asesa abɛyɛ Kristo suani a ɔyɛ nnam. w18.05 13 ¶4; 15-16 ¶13-14

Dwoda, September 28

[Ka] asɛm biara a eye ma nkɔso a ehia, na ɛde nsɛm a mfaso wɔ so ama atiefo.​—Efe. 4:29.

Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara de n’ani to fam hwɛ nea afoforo ‘hia.’ Paulo tuu Hebrifo Kristofo no fo sɛ: “Monhyɛ nsa a emu agow ne nkotodwe a ahodwow den, na monkɔ so mma mo anammɔn kwan nyɛ tẽẽ, na nea atɔ apakye no anhuan, na mmom wɔasa no yare.” (Heb. 12:12, 13) Yɛn nyinaa betumi de yɛn anom nsɛm ahyehyɛ yɛn ho nkuran; mmofra nso betumi ayɛ saa. Paulo de afotu yi maa sɛ: “Enti sɛ Kristo mu nkuranhyɛ bi wɔ hɔ a, sɛ ɔdɔ mu awerɛkyekye bi wɔ hɔ a, sɛ ayamye honhom bi wɔ hɔ a, sɛ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu bi wɔ hɔ a, momma m’anigye nyɛ mã sɛ mowɔ adwenkoro na mowɔ ɔdɔ koro, na moayɛ biako wɔ ɔkra mu, na mukura nsusuwii koro wɔ adwene mu; na mommfa mansotwe anaa anuonyamhunupɛ nnyɛ biribiara, na mmom mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo, na monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.”​—Filip. 2:1-4. w18.04 22 ¶10; 23 ¶12

Benada, September 29

‘Monyɛ sɛ wɔn a wɔade wɔn ho, momfa mo ahofadi no nyɛ sɛ Onyankopɔn nkoa.’​—1 Pet. 2:16.

Nea enti pa ara a Yehowa nam Yesu so ama yɛade yɛn ho afi bɔne ne owu mmara ase ne sɛ yɛde yɛn nkwa nna bɛsom no “sɛ Onyankopɔn nkoa.” Ɔkwan a eye sen biara a yɛbɛfa so de yɛn ahofadi adi dwuma yiye ne sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden nyinaa bɛsom Yehowa. Yɛyɛ saa a, yɛremfa wiase nneɛma ne nneɛma a yɛn ankasa pɛ nni kan wɔ yɛn asetena mu. (Gal. 5:16) Yɛnhwɛ agya panyin Noa ne n’abusua sei. Wiase a na wɔte mu no, na awudisɛm ne ɔbrasɛe ahyɛ mu mã. Nanso, wɔanyɛ nneɛma a na nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia yɛ no bi. Ɛyɛɛ dɛn na wotumi twee wɔn ho fii saa nneɛma no ho? Wɔyeree wɔn ho yɛɛ adwuma a na Yehowa de ama wɔn sɛ wɔnyɛ no. Wɔyɛɛ adaka no, wɔde nnuan a wɔn ankasa ne mmoa no bedi guu mu, na wɔbɔɔ nkurɔfo no kɔkɔ. Bible ka sɛ: “Noa yɛɛ nea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa. Saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛe.” (Gen. 6:22) Ekowiee sɛn? Bere a wɔsɛee saa wiase no, Noa ne n’abusua nyaa wɔn ti didii mu.​—Heb. 11:7. w18.04 10 ¶8; 11 ¶11-12

Wukuda, September 30

Mede tumi yi nyinaa ne ɛho anuonyam bɛma wo, efisɛ wɔde ama me, na obiara a mepɛ no mede ma no.​—Luka 4:6.

Satan ne adaemone no nam aban ahorow, atoro som, ne aguadi so redaadaa “asase sofo nyinaa.” (Adi. 12:9) Satan nam atoro som so keka atosɛm fa Yehowa ho. Afei nso, ɛte sɛ nea Ɔbonsam ayere ne ho sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma nnipa pii werɛ afi Onyankopɔn din. (Yer. 23:26, 27) Ɛno nti, nnipa bi a wɔwɔ koma pa adwene ne sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso Satan adaadaa wɔn ama wɔresom adaemone. (1 Kor. 10:20; 2 Kor. 11:13-15) Satan nam aguadi so nso bɔ atosɛm ho dawuru. Sɛ nhwɛso no, aguadifo taa bɔ dawuru sɛ, sɛ obi ani begye pa ara wɔ n’asetenam a, gye sɛ ɔpɛ sika ne ahonyade pii. (Mmeb. 18:11) Nkurɔfo a wogye saa atosɛm no di no de wɔn bere nyinaa som “Ahonyade,” na ɛnyɛ Onyankopɔn. (Mat. 6:24) Ebewie ase no, ahonyade ho anigye a wɔanya no betumi amia Onyankopɔn ho dɔ biara a na wɔwɔ no.​—Mat. 13:22; 1 Yoh. 2:15, 16. w18.05 23 ¶6-7

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena