Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es20 kr. 98-108
  • October

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • October
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Yawda, October 1
  • Fida, October 2
  • Memeneda, October 3
  • Kwasida, October 4
  • Dwoda, October 5
  • Benada, October 6
  • Wukuda, October 7
  • Yawda, October 8
  • Fida, October 9
  • Memeneda, October 10
  • Kwasida, October 11
  • Dwoda, October 12
  • Benada, October 13
  • Wukuda, October 14
  • Yawda, October 15
  • Fida, October 16
  • Memeneda, October 17
  • Kwasida, October 18
  • Dwoda, October 19
  • Benada, October 20
  • Wukuda, October 21
  • Yawda, October 22
  • Fida, October 23
  • Memeneda, October 24
  • Kwasida, October 25
  • Dwoda, October 26
  • Benada, October 27
  • Wukuda, October 28
  • Yawda, October 29
  • Fida, October 30
  • Memeneda, October 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2020
es20 kr. 98-108

October

Yawda, October 1

Mo ne wɔn a wosu nsu.​—Rom. 12:15.

Yɛn de, yentumi nhu komam sɛnea Yehowa ne Yesu tumi hu no. Nanso, yebetumi abɔ mmɔden ahu sɛnea afoforo te nka na yɛahu nea wohia. (2 Kor. 11:29) Yɛnte sɛ pɛsɛmenkominyafo a wɔwɔ wiase no. Yɛn de, yɛbɔ mmɔden sɛ ‘yɛrenhwɛ nneɛma a ɛfa yɛn nko ara ho, na mmom yɛbɛhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.’ (Filip. 2:4) Asafo mu mpanyimfo pa ara na ɛsɛ sɛ wonya tema ma afoforo. Wonim sɛ wobebu nguan a wɔhwɛ wɔn so no ho akontaa. (Heb. 13:17) Ehia sɛ asafo mu mpanyimfo te wɔn nuanom ase na ama wɔatumi aboa wɔn. Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔwɔ tema ma afoforo? Asafo mu panyin a ɔwɔ tema nya bere ma ne nuanom Kristofo. Obisa wɔn nsɛm, na afei ɔyɛ aso tɔ ne bo ase tie wɔn. Wei ho hia pa ara, titiriw bere a nguan a wɔsom bo no bi pɛ sɛ ɔka ne koma mu asɛm kyerɛ asafo mu panyin bi nanso onhu sɛnea ɔnka no no. (Mmeb. 20:5) Sɛ asafo mu panyin yi ne yam nya bere ma ne nuanom Kristofo a, wonya ne mu ahotoso kɛse, wɔfa no adamfo, na wɔdodɔ wɔn ho.​—Aso. 20:37. w19.03 17 ¶14-17

Fida, October 2

Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛfata mu no te sɛ sika aduaba a egu dwetɛ anwenne mu.​—Mmeb. 25:11.

Anisɔ te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ; yɛne afoforo bom di a, ɛnna ɛma yɛte ne dɛ pa ara. Sɛ yehu sɛ afoforo ani sɔ yɛn a, ɛma yɛn ani gye. Sɛ yɛkyerɛ nea afoforo ayɛ ho anisɔ a, yɛma wɔn nso ani gye. Sɛ yɛkyerɛ obi ho anisɔ a, ɛma ohu sɛ mmoa a ɔyɛɛ yɛn anaa nea yehia a ɔmaa yɛn nsa kae no, ɛboaa yɛn pa ara. Ɛno ma adamfofa a ɛda yɛne onii no ntam no mu yɛ den. Sɛnea ɛnnɛ asɛm no ka no, asɛm a yɛka de kyerɛ nneɛma ho anisɔ no, mfaso wɔ so. Aduaba a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ a egu dwetɛ anwenne mu, hwɛ ne fɛ ne sɛnea ɛsom bo! Sɛ wunya akyɛde a ɛte saa a, wobɛte nka sɛn? Saa ara na asɛm a woka de kyerɛ afoforo ho anisɔ nso betumi aboa pa ara. Wo de, hwɛ asɛm yi: Aduaba a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ tumi kyɛ pa ara. Saa ara na sɛ woka asɛm bi de kyerɛ obi ho anisɔ a, ebetumi atɔ ne koma so na wakae ne nkwa nna a aka nyinaa. w19.02 15 ¶5-6

Memeneda, October 3

Onipa no ayɛ sɛ yɛn mu biako ahu papa ne bɔne.​—Gen. 3:22.

Bere a Adam ne Hawa dii papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no, wɔdaa no adi pefee sɛ: Wonnye Yehowa ne ne mmara ntom. Wɔn ankasa kyerɛɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Nanso, wo de, hwɛ nea wɔhweree. Wɔne Yehowa adamfofa sɛee. Hokwan a na wɔwɔ sɛ wɔbɛtena ase daa no nso bɔɔ wɔn, na wɔde bɔne ne owu woo wɔn mma. (Rom. 5:12) Suban a Etiopiani piani no daa no adi bere a Filipo kaa asɛmpa no kyerɛɛ no no, wo de, fa toto suban a Adam ne Hawa daa no adi no ho hwɛ. Opiani no kyerɛɛ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama no no ho anisɔ kɛse ma enti ɔbɔɔ asu ntɛm ara. (Aso. 8:34-38) Sɛ yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn na yɛbɔ asu sɛnea opiani no yɛe no a, yɛda biribi adi pefee. Yɛda no adi sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn. Yɛda no adi nso sɛ, yɛwɔ Yehowa mu gyidi, na yegye tom sɛ ɔno na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. w19.03 2 ¶1-2

Kwasida, October 4

Merennyaa me mũdi mu da!​—Hiob 27:5.

Dɛn na Onyankopɔn asomfo yɛ de kyerɛ sɛ wokura wɔn mũdi mu? Ɛne sɛ wɔde wɔn koma nyinaa dɔ Yehowa, na wɔde wɔn ho ma no koraa, enti wɔyɛ nea ɛsɔ n’ani bere nyinaa. Bible mu no, Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “mũdi” no kyerɛ biribi a edi mũ, ɛte apɔw, anaa ɛyɛ mua. Ɛho nhwɛso ni. Ná ɛsɛ sɛ wɔde mmoa a wɔte apɔw bɔ afɔre ma Yehowa. (Lev. 22:21, 22) Onyankopɔn amma ne nkurɔfo kwan sɛ wɔmfa aboa a ne nan baako atwa, n’aso baako nni hɔ, anaa n’ani baako abɔ mmɔ afɔre; saa ara nso na na ɛnsɛ sɛ wɔde aboa a ɔyare bɔ afɔre. Ná ehia Yehowa pa ara sɛ wɔde aboa a odi mũ, ɔte apɔw, anaa dɛm biara nni ne ho bɛbɔ afɔre. (Mal. 1:6-9) Yebetumi ahu nea enti a Yehowa pɛ biribi a edi mũ anaa biribi a dɛm biara nni ho. Sɛ yɛtɔ biribi a, sɛ ɛyɛ aduaba oo, nhoma oo, adwinnade oo, yɛmpɛ nea ɛho abobɔ ntokuru anaa nea n’afã bi atutu. Yɛpɛ nea edi mũ a asɛm biara nni ho. Saa ara nso na sɛ ɛba ɔdɔ a yɛbɛda no adi akyerɛ Yehowa ne nokware a yebedi ama no a, ɔpɛ sɛ ɛyɛ nea edi mũ a asɛm biara nni ho. w19.02 3 ¶3

Dwoda, October 5

Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara! Ɛno na midwen ho da mu nyinaa.​—Dw. 119:97.

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɔ yɛn koma ho ban a, ɛnyɛ nneɛma bɔne nko na ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma ɛsɛe yɛn koma, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma pa nso hyɛ yɛn koma mu. Tete nkurow a na wɔato ho ɔfasu no, sɛ atamfo pɛ sɛ wɔbɛtow hyɛ kurow no so a, na ɔpon ano hwɛfo toto apon no mu, nanso ɛtɔ da a obuebue apon no ma nkurɔfo de nnuan ne nneɛma foforo ba kurow no mu. Sɛ ɔyɛ n’adwene sɛ ɔremmue apon no da a, ɔkɔm bekum kurom hɔfo. Yɛn nso, ehia sɛ yebue yɛn komam ma Onyankopɔn adwene kyerɛ yɛn kwan daa. Yehowa adwene na ɛwɔ Bible mu, enti bere biara a yɛbɛkenkan Bible no, yɛma Yehowa adwene kyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yedwinnwen nneɛma ho, sɛnea ɛsɛ sɛ yɛte nka wɔ nneɛma ho, ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade. Yɛbɛyɛ dɛn anya Bible akenkan so mfaso pii? Mpaebɔ ho hia pa ara, na ɛboa yɛn ma ‘yehu anwonwade’ a ɛwɔ n’Asɛm no mu. (Dw. 119:18) Afei nso, ehia sɛ yedwinnwen nea yɛkenkan no ho. Sɛ yɛbɔ mpae, na yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm dwinnwen ho a, esian kɔ ‘yɛn koma mu tɔnn,’ na ɛma yɛn ani gye Yehowa adwene ho.​—Mmeb. 4:20-22. w19.01 18 ¶14-15

Benada, October 6

Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa.​—Heb. 13:15.

Yehowa nim sɛ ɛsono nea yɛn mu biara tumi yɛ ne yɛn nsɛm tebea, na n’ani sɔ afɔre a yɛn mu biara tumi bɔ ma no no pa ara. Yɛnhwɛ afɔre ahorow a Israelfo bɔe a ogye toom. Ná Israelfo binom tumi de oguan anaa apɔnkye bɔ afɔre. Nanso, na Israelni a ahia no betumi de “mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien” abɔ afɔre. Sɛ Israelni bi ntumi nnya nnomaa mmienu mmɔ afɔre a, na Yehowa pene so ma ɔde “esiam muhumuhu efa susude nkyem du mu biako” yɛ saa. (Lev. 5:7, 11) Ná esiam bo nyɛ den de, nanso sɛ esiam a Israelni de bɛbɔ afɔre no yɛ “esiam muhumuhu” nko ara de a, na Yehowa ani sɔ. Yɛn Nyankopɔn a ne yam ye no wɔ anisɔ a ɛte saa nnɛ. Sɛ yɛma mmuae a, Yehowa nhwɛ kwan sɛ yɛn mu biara de anotew na ɛbɛyɛ saa te sɛ Apolo, anaa yɛn mmuae bɛyɛ nea ɛtɔ asom pa ara te sɛ Paulo. (Aso. 18:24; 26:28) Nea Yehowa hwɛ kwan ara ne sɛ yɛbɛma mmuae sɛnea yebetumi. Momma yɛnhwɛ okunafo a ɔde nkaprɛ mma mmienu yii ntoboa no. Esiane sɛ nea ɔwɔ nyinaa na ɔde mae nti, Yehowa ani sɔɔ no.​—Luka 21:1-4. w19.01 8-9 ¶3-5

Wukuda, October 7

Me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo.​—Mat. 10:22.

Esiane sɛ yɛyɛ Kristo akyidifo nti, yɛhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛtan yɛn. Yesu ka too hɔ sɛ nkurɔfo bɛtaa n’asuafo denneennen wɔ nna a edi akyiri no mu. (Mat. 24:9; Yoh. 15:20) Yesaia nkɔmhyɛ no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, ɛnyɛ ɔtan kɛkɛ na yɛn atamfo bɛtan yɛn; wɔde akode ahorow nso bɛba yɛn so. Akode no bi ne sɛ yɛn atamfo bɛfa anifere kwan so sɛ wɔbɛdaadaa yɛn, wɔbɛkata wɔn ani atwa atoro ato yɛn so, na wɔatu wɔn ani asi yɛn so ataa yɛn denneennen. (Mat. 5:11) Sɛ yɛn atamfo de akode a ɛte saa ba yɛn so a, Yehowa rensiw wɔn kwan. (Efe. 6:12; Adi. 12:17) Nanso, ɛnsɛ sɛ yesuro. Yehowa kaa sɛ “akode biara” a wɔde bɛba yɛn so “renyɛ yiye.” (Yes. 54:17) Sɛnea ɔfasu bɔ yɛn ho ban fi ahum a etumi sɛe ade ho no, saa ara na Yehowa bɔ yɛn ho ban fi “atirimɔdenfo hwenem mframa” ho. (Yes. 25:4, 5) Yɛn atamfo rentumi nyɛ biribi a ɛbɛma yɛahu amane afebɔɔ. (Yes. 65:17) Onyankopɔn atamfo nyinaa “betwam akɔ na wɔn ase atɔre.”​—Yes. 41:11, 12. w19.01 6-7 ¶13-16

Yawda, October 8

Faako a Yehowa honhom wɔ no, ahofadi wɔ hɔ.​—2 Kor. 3:17.

Mmabun, Yehowa ani gye ahofadi ho, na ɔpɛ sɛ wo nso w’ani gye ahofadi ho. Nanso, bere koro no ara, ahofadi a wowɔ no, ɔpɛ sɛ wode di dwuma nyansam. Woyɛ saa a, ɛbɛbɔ wo ho ban. Ebia wunim nkurɔfo bi a wɔhwɛ aguamansɛm anaa wɔbɔ aguaman, wɔde wɔn ho hyɛ agodie a ebetumi de wɔn nkwa ato asiane mu, anaa wɔnom nnubɔne anaa wɔwe nsa. Mfiase no, ebia ɛbɛyɛ wɔn sɛ wɔregye wɔn ani, nanso mpɛn pii no, nea efi mu ba nye koraa. Ebi ne sɛ wonya yare, subammɔne no tumi ka wɔn hɔ, anaa wotumi wu mpo. (Gal. 6:7, 8) Wei ma yehu sɛ, saa mmabun no adwene yɛ wɔn sɛ wɔwɔ “ahofadi,” nanso wɔredaadaa wɔn ho ankasa. (Tito 3:3) Nanso, nnipa dodow ahe na wunim sɛ Bible akwankyerɛ a wɔde bɔɔ wɔn bra nti wɔyaree? Wei ma yehu pa ara sɛ, sɛ yetie Yehowa a, yebenya apɔwmuden ne ahofadi. (Dw. 19:7-11) Nea ɛsen saa no, sɛ wode ahofadi a wowɔ no di dwuma nyansam, kyerɛ sɛ, sɛ wode Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm a ɛyɛ pɛ no bɔ wo bra a, woma Onyankopɔn ne w’awofo hu sɛ wobetumi ama wo ahofadi pii.​—Rom. 8:21. w18.12 22-23 ¶16-17

Fida, October 9

Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔfam ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.​—Gen. 2:24.

Bɔne a Adam yɛe no de nsakrae pii bae. Emu baako ne owu; owu kaa aware. Bere bi, Paulo kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Kristofo sɛ wonni Mose Mmara no ase bio. Saa asɛm a Paulo kae no, ɛno na ɛma yehu sɛ owu kaa aware ampa. Ɔkaa sɛ owu na egu aware, na ɛno akyi no, ɔhokafo a ɔte ase no betumi asan aware bio. (Rom. 7:1-3) Mmara a Onyankopɔn de maa Israel man no kyerɛkyerɛɛ aware mu. Ɛmaa kwan maa Israelfo no waree pii; ansa na Onyankopɔn de saa Mmara no rema Israelfo no mpo, na nkurɔfo ware pii. Nanso, Mose Mmara no bɔɔ mmea ne mmofra ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenyɛ wɔn basabasa. Ɛho nhwɛso ni. Sɛ Israelni bi ware afenaa na sɛ akyiri yi ɔware ɔbea foforo ka ne ho a, na ɛnsɛ sɛ ɔtew ne yere a odi kan no aduan ne ne ntama so. Afei, na ɛsɛ sɛ ɔma no nea ɛsɛ wɔ aware mu. Ná Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ okunu no bɛbɔ ɔbea no ho ban na wahwɛ no. (Ex. 21:9, 10) Yenni Mose Mmara no ase de, nanso ɛma yehu sɛ Yehowa bu aware sɛ ade a ɛsom bo. Wei mmoa wo mma wunni w’aware ni anaa? w18.12 10 ¶3; 11 ¶5-6

Memeneda, October 10

Sɛ wɔka kyerɛ mo mpo a, morennye nni.​—Hab. 1:5.

Bere a Habakuk de ne haw ne ne dadwen too Yehowa anim no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔredwen sɛ, dɛn na Yehowa bɛyɛ wɔ ho? Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ tema ne ntease, enti bere a Habakuk yii ne yam kaa ne haw kyerɛɛ no no, wanka n’anim. Ná Onyankopɔn nim sɛ Habakuk de yaw ne awerɛhow na ɛresu frɛ no. Enti Yehowa kaa nea ɛrenkyɛ koraa ɛbɛto Yudafo a na wɔaman afi ne ho no kyerɛɛ Habakuk. Ebetumi aba sɛ Habakuk ne obi a odi kan a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɛrenkyɛ koraa ɔde asotwe bɛba saa nkurɔfo no so. Yehowa ka kyerɛɛ Habakuk sɛ ɛrenkyɛ ɔbɛkeka ne ho. Saa awo ntoatoaso a na wɔyɛ basabasa ne nneɛma bɔne no, na wɔn asotwe nam kwan so. Asɛm a ɛne “mo bere so” a Yehowa kae no kyerɛ sɛ na atemmu no bɛba odiyifo no bere so anaa odiyifo no beresofo bere so. Mmuae a Yehowa de maa Habakuk no, ɛnyɛ ɛno na na ɔrehwɛ kwan koraa. Osũ a na Habakuk asu afrɛ Yehowa no, enti wei ne mmuae a na ɔrehwɛ kwan anaa? Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Habakuk no kyerɛ sɛ na Yudafo no nyinaa behu amane pa ara. w18.11 15 ¶7-8

Kwasida, October 11

[Onyankopɔn] na ɔpɛ sɛ ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.​—1 Tim. 2:4.

Nnipa ahorow pii a wonnya nhuu nokware no, wubu wɔn sɛn? Ɛwom sɛ ɔsomafo Paulo kyinkyin hyiadan mu hwehwɛɛ Yudafo a na wɔwɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ kakra dedaw de, nanso ɛnyɛ wɔn nko ara na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. Paulo asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no, Likaoniafo no adwene yɛɛ wɔn sɛ Paulo ne Barnaba yɛ nnipa soronko bi. Ɛyɛɛ wɔn sɛ gyama wɔn atoro anyame Seus ne Hermes na wɔayɛ wɔn ho nnipa. Yemmisa sɛ, bere a nkurɔfo no hoahoaa Paulo ne Barnaba no, ɛmaa wɔn tirim yɛɛ wɔn dɛ anaa? Ná wɔahyia ɔtaa wɔ nkurow mmienu a wɔadi kan akɔ mu no mu, enti wɔfaa no sɛ ebia nea asi no bɛma wɔn ho atɔ wɔn anaa? Wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ bɔ a nkurɔfo bɔ gyee wɔn so no bɛboa ama asɛmpa no atrɛw anaa? Wɔannya saa adwene no da! Ntɛm ara na wosunsuan wɔn ntade mu de kyerɛe sɛ wɔn ani nnye nea nkurɔfo no reyɛ no ho, na wɔde ahoɔhare kɔɔ nnipakuw no mu teɛteɛɛm sɛ: “Dɛn nti na moreyɛ eyinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa a yɛwɔ mmerɛwyɛ te sɛ mo ara.”​—Aso. 14:8-15. w18.09 4-5 ¶8-9

Dwoda, October 12

Munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni? . . . Saa na na mo mu binom te. Nanso wɔaguare mo kama, . . . na wɔabu mo bem.​—1 Kor. 6:9, 11.

Sɛ yebetumi agye nokware no atom na yɛde Bible mu nsɛm abɔ yɛn bra a, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsesa yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe. Hwɛ nea Petro ka faa nsakrae a ɛte saa ho: “Monyɛ sɛ mma a wɔyɛ osetie, na munnni akɔnnɔ a na mowɔ bere a na munnim hwee no akyi, na mmom . . . monyɛ kronkron mo nneyɛe nyinaa mu.” (1 Pet. 1:14, 15) Ná nnipa a wɔte Korinto kurow no mu bra asɛe, enti sɛ obi betumi atɔ nokware no a, na ebehia sɛ ɔyɛ nsakrae akɛse wɔ n’asetena mu. Ɛnnɛ nso, nea ɛbɛyɛ na nnipa pii atumi atɔ nokware no, wɔatwe wɔn ho afi nneyɛe bɔne ho. Petro kɔɔ so kaee Kristofo a na wɔwɔ ne bere so no sɛ: “Bere a atwam no dɔɔso ma mo sɛ moyɛɛ nea amanaman no pɛ de mo ho hyɛɛ ahohwibra, akɔnnɔ bɔne, asanom bebrebe, anigye ntraso, akɔwensafo fekuw, ne abosonsom a ɛyɛ abofono mu.”​—1 Pet. 4:3. w18.11 6 ¶13

Benada, October 13

Wɔn a wɔpɛ daa nkwa nyinaa dan gyidifo.​—Aso. 13:48.

Yɛbɛyɛ dɛn ahu wɔn a “wɔpɛ daa nkwa”? Asomafo no bere so no, ɔkwan baako pɛ a na Kristofo no bɛfa so ahu saa nkurɔfo no ne sɛ wobedi adanse. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ nea Yesu kae yi: “Kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, monhwehwɛ obi a ɔfata wɔ mu.” (Mat. 10:11) Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nnipa a wonni koma pa, wɔn a wɔyɛ ahomaso, anaa wɔn a Onyankopɔn som ho nhia wɔn betie asɛmpa no. Yɛrehwehwɛ nnipa a wɔwɔ koma pa, wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔpɛ pa ara sɛ wohu nokware no. Yebetumi de nnipa a yɛrehwehwɛ wɔn yi atoto nea Yesu yɛe bere a na ɔyɛ duadwumfo no ho. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔhwehwɛ dua a ɛfata a ɔde bɛyɛ nkongua, apon, kɔndua, ne nneɛma foforo. Sɛ onya nya dua a ɛfata a, na ɔbɛfa ne nnwinnade, na ɔde nimdeɛ a ɔwɔ no ayɛ ade a ɔpɛ sɛ ɔyɛ no. Ɛnnɛ, yɛn nso ɛsɛ sɛ yedi kan hwehwɛ nnipa a wɔwɔ koma pa, na afei yɛde yɛn nnwinnade ne yɛn nimdeɛ boa wɔn ma wɔbɛyɛ asuafo.​—Mat. 28:19, 20. w18.10 12 ¶3-4

Wukuda, October 14

Filipo kɔɔ Samaria kurow no mu na ofii ase kaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ wɔn.​—Aso. 8:5.

Ɛmfa ho sɛ nsakrae baa ɔsɛmpakafo Filipo asetenam no, ɔyɛɛ nhwɛso pa sɛ obi a ɔkɔɔ so yɛɛ ne som adwuma. Bere a Stefano gyidi nti wokum no akyi no, ɔtaa sɔree wɔ Yerusalem. Saa bere no, na Filipo reyɛ ɔsom adwuma foforo. (Aso. 6:1-6) Bere a Kristo akyidifo no bɔ hwetee no, na Filipo ntumi ntena hɔ kwa a ɔrenyɛ biribiara. Ɔkɔɔ Samaria kɔkaa asɛmpa no; ná ehia sɛ nkurɔfo te asɛmpa no wɔ saa kurow no mu. (Mat. 10:5; Aso. 8:1) Ná Filipo pɛ sɛ ɔkɔ baabiara a Onyankopɔn honhom bɛkyerɛ no sɛ ɔnkɔ. Enti, Yehowa ma ɔkɔkaa asɛmpa no wɔ mmeae a na nkurɔfo nnya ntee asɛm no. Ná Yudafo bebree mmu Samariafo, nanso Filipo de, na onyiyi nnipa mu, enti ɛbɛyɛ sɛ ɔmaa Samariafo no ani gyei. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipakuw no de “koma koro” tiee no! (Aso. 8:6-8) Filipo kɔɔ so yɛɛ ne som adwuma. Ɛno nti, Yehowa hyiraa ɔne n’abusua pii.​—Aso. 21:8, 9. w18.10 30 ¶14-16

Yawda, October 15

Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.​—Heb. 10:24.

Bere bi a na Yesu wɔ Dekapoli mpɔtam hɔ no, nkurɔfo de “ɔbarima bi a n’aso asiw a ontumi nkasa yiye brɛɛ no.” (Mar. 7:31-35) Sɛ́ anka Yesu bɛsa no yare wɔ nnipadɔm no mu no, ɔde no “kɔɔ nkyɛn” kɔsaa no yare. Adɛn nti na ɔyɛɛ saa? Ebia ɔbarima no yare nti, na ɔfɛre sɛ ɔbɛkɔ nnipa mu. Ɛbɛyɛ sɛ wei na Yesu hui nti a ɔde no kɔɔ nkyɛn kɔsaa no yare no. Yɛn de, yɛrentumi nsa yare anwonwakwan so. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn mfɛfo Kristofo hu sɛ yedwen wɔn ahiade ne sɛnea wɔte nka ho. Yesu tee ɔbarima a na n’aso asiw no ase, na ɔne no dii no yiye. Dwen wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wɔyare ho. Ɔdɔ na ɛma Kristofo asafo no da nsow, na ɛnyɛ biribiara a wɔtoto no pɛpɛɛpɛ. (Yoh. 13:34, 35) Saa ɔdɔ no kanyan yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi biara boa yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wɔyare ma wɔkɔ Kristofo nhyiam ne asɛnka. Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛboa wɔn, anaa wontumi nyɛ pii mpo a, yɛyɛ saa.​—Mat. 13:23. w18.09 29-30 ¶7-8

Fida, October 16

Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani wɔ nea eye a ɛbɛma wayɛ den mu.​—Rom. 15:2.

Yehowa guan biara som bo ma no pa ara; saa ara na oguan biara som bo ma Yesu a ɔde ne nkwa mae sɛ agyede afɔre no. (Gal. 2:20) Yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo pa ara. Enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn yam hyehye yɛn ma wɔn. Nea ɛbɛyɛ na yɛama wɔn ho adwo wɔn no, “momma yenni nneɛma a ɛde asomdwoe ba, ne nneɛma a ɛhyɛ yɛn den akyi.” (Rom. 14:19) Yɛn nyinaa hwɛ kwan sɛ Paradise a ɛreba no mu no, biribiara nni hɔ a ɛbɛma yɛn abam abu da! Yare, akodi, owu a yenya fii Adam hɔ, ɔtaa, abusua mu nsɛnnennen, ne abasamtu befi hɔ. Mfirihyia Apem no akyi no, nnipa nyinaa bɛyɛ pɛ. Wɔn a wobedi nkonim wɔ sɔhwɛ a etwa to no mu no, Yehowa Nyankopɔn de wɔn bɛyɛ ne mma wɔ asase so, na wobenya “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi.” (Rom. 8:21) Momma yɛn nyinaa nkɔ so nhyɛ afoforo den wɔ ɔdɔ mu, na yɛmmoa yɛn ho yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya yɛn ti adidi mu akɔ Onyankopɔn wiase foforo a anigye wom no mu. w18.09 14 ¶10; 16 ¶18

Memeneda, October 17

Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara! Ɛno na midwen ho da mu nyinaa.​—Dw. 119:97.

Onyankopɔn Asɛm sua kɔ akyiri sen sɛ worekenkan ade ara kwa anaa woretwitwa nsɛmmisa ho mmuae ase kɛkɛ. Sɛ yɛresua ade a, yesusuw nea asɛm no ka fa Yehowa ho, n’akwan, ne sɛnea odwen nneɛma ho no ho. Yɛbɔ mmɔden sɛ nea enti a Onyankopɔn ka sɛ yɛnyɛ ade bi, nanso ɔka sɛ biribi foforo de ɛnsɛ sɛ yɛyɛ no, yɛbɛte ase. Nsakrae a ehia sɛ yɛyɛ wɔ yɛn asetenam ne yɛn nsusuwii mu nso, ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho. Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na yɛresua ade a yebesusuw weinom nyinaa ho de, nanso sɛ yegye bere susuw weinom ho a, yenya mfaso pii. Bere a yɛde sua ade no, yebetumi de emu fã adwinnwen nea yɛakenkan no ho. (1 Tim. 4:15) Sɛ yedwinnwen Onyankopɔn Asɛm ho daa a, ‘yɛsɔ hwɛ’ sɛ, yɛn ankasa yehu sɛ sɛnea Yehowa dwen nneɛma ho no yɛ pɛ anaa edi mũ korakora. Yefi ase hu nneɛma sɛnea Yehowa hu no no, na yegye tom. ‘Yɛsakra yɛn adwene,’ na yefi ase dwinnwen nneɛma ho wɔ ɔkwan foforo so. (Rom. 12:2) Nkakrankakra, yenya Yehowa adwene no bi. w18.11 24 ¶5-6

Kwasida, October 18

Yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.​—1 Kor. 3:9.

Asomafo no bere so no, esiane sɛ Paulo ne ne mfɛfo bi duaa Ahenni aba no guguu so nsu nti, ɔkaa sɛ ɔne wɔn yɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” (1 Kor. 3:6) Ɛnnɛ, sɛ yeyi yɛn yam de yɛn bere, yɛn ahode, ne yɛn ahoɔden yɛ asɛnka adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa no a, yɛn nso yebetumi abɛyɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” Hwɛ sɛnea wei yɛ hokwan kɛse a yɛanya! Yeyi yɛn yam de yɛn bere ne yɛn ahoɔden yɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no a, ɛma yenya anigye kɛse. Anuanom bebree a wɔayɛ Bible adesua a etu mpɔn bɛka akyerɛ wo sɛ ɛyɛ anigye pa ara. Sɛ yehu sɛ yɛn Bible asuafo ate nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa ase ama wɔn ani agye, wɔn gyidi ayɛ den, wɔayɛ nsakrae wɔ wɔn asetenam, na wɔafi ase reka nokware a wɔasua no ho asɛm kyerɛ afoforo a, yɛn ani gye yiye. Bere a Yesu somaa nnipa 70 ma wɔkɔkaa asɛmpa no, nneɛma pa fii mu bae, na ɛma wɔde “anigye san bae.” Wei maa Yesu nso ani gyei pa ara.​—Luka 10:17-21. w18.08 20 ¶11-12

Dwoda, October 19

Nea ɔde ne ho to n’ankasa koma so yɛ ɔkwasea.​—Mmeb. 28:26.

Sɛ yɛde yɛn ho to yɛn ankasa ntease so dodo a, ebetumi asum yɛn afiri. Anhwɛ a yebefi ase anya adwene sɛ yebetumi ahwɛ asɛm bi ani so kɛkɛ na yɛate ase, bere mpo a yennim nokware a ɛwɔ asɛm bi mu nyinaa. Afei nso, sɛ yɛne obi ani nhyia wɔ asafo no mu a, ɛno nso betumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛhwehwɛ asɛm bi a ɛfa ne ho mu yiye. Sɛ yɛkɔ so de yɛn adwene si wontwiwontwi a ɛwɔ yɛne yɛn nua bi ntam so a, ebia ɛremma yennye no nni. Enti sɛ yenya te asɛmmɔne bi fa saa onua no ho pɛ a, anhwɛ a yebegye adi ntɛm ara. Dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu? Sɛ yɛde yɛn nuanom ho abufuw hyɛ yɛn mu a, ebetumi ama yɛagyina asɛm biara a enni nnyinaso so anya wɔn ho adwene a ɛnteɛ. (1 Tim. 6:4, 5) Sɛ yɛamma anibere ne ahoɔyaw annye ntini wɔ yɛn komam a, yebetumi asusuw nneɛma ho yiye. Sɛ́ anka yebenya wɔn ho adwene a ɛnteɛ no, momma yɛnkae sɛ ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛdɔ yɛn nuanom na yefi yɛn komam de wɔn bɔne kyɛ wɔn korakora.​—Kol. 3:12-14. w18.08 6 ¶15; 7 ¶18

Benada, October 20

Ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ so nyinaa yɛ Yehowa . . . dea.​—Deut. 10:14.

Yehowa na ɔbɔɔ nnipa, enti nnipa nyinaa yɛ ne dea. (Dw. 100:3; Adi. 4:11) Nanso, nnipa abakɔsɛm nyinaa mu no, Onyankopɔn apaw nnipakuw pɔtee bi sɛ ne nkurɔfo wɔ ɔkwan soronko so. Sɛ nhwɛso no, Dwom 135 ka tete Israelfo a wɔsom Yehowa nokwarem no ho asɛm sɛ wɔyɛ “n’agyapade titiriw.” (Dw. 135:4) Afei nso, Hosea nhoma no ka too hɔ sɛ, nnipa bi a wɔnyɛ Israelfo bɛba abɛyɛ Yehowa nkurɔfo. (Hos. 2:23) Hosea nkɔmhyɛ no baa mu bere a Yehowa paw wɔn a wɔnyɛ Yudafo kaa wɔn a wɔne Kristo bedi ade no ho. (Aso. 10:45; Rom. 9:23-26) Saa “ɔman kronkron” no yɛ Yehowa “agyapade soronko” wɔ ɔkwan titiriw so. Wɔde honhom kronkron asra emufo, na wɔapaw wɔn sɛ wɔnkɔtena soro. (1 Pet. 2:9, 10) Kristofo anokwafo dodow no ara a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no nso ɛ? Wɔn nso, Yehowa frɛ wɔn ne “man” ne ‘wɔn a wapaw wɔn.’​—Yes. 65:22. w18.07 22 ¶1-2

Wukuda, October 21

Momma adwene a na Kristo Yesu wɔ yi bi ntena mo mu . . . Ogyaa biribiara mu faa akoa tebea.​—Filip. 2:5, 7.

Nokware Kristofo suasua Kristo. Ɔno na ɔyɛɛ nhwɛso a ɛsen biara a nnipa betumi asuasua na wɔayi wɔn yam ayɛ afoforo papa. (Mat. 20:28) Eye sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘Metumi asuasua Yesu nhwɛso pa ara asen sɛnea mereyɛ dedaw no anaa?’ (1 Pet. 2:21) Sɛ yesuasua nhwɛso pa a Yehowa ne Kristo ayɛ, na yedwen afoforo ahiade ho, na yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ama wɔn nsa aka wɔn ahiade a, yebenya Yehowa anim dom. Nokwasɛm ne sɛ, Yesu daa no adi pefee wɔ Samariani mmɔborɔhunufo ho mfatoho no mu sɛ ɔpɛ sɛ n’akyidifo yɛ nea wobetumi biara boa afoforo; wɔn a ɛsono abusua a wofi mu mpo ka ho. (Luka 10:29-37) Wokae asɛm a obi bisaa Yesu a ɛma ɔmaa Samariani mmɔborɔhunufo ho mfatoho no? Yudani bi bisaa no sɛ: “Hena paa ne me yɔnko?” Mmuae a Yesu mae no ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yeyi yɛn yam yɛ afoforo papa sɛnea Samariani no yɛe no, na ama yɛanya Onyankopɔn anim dom. w18.08 19 ¶5-6

Yawda, October 22

Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Asomdwoe nka wo, wo a wɔadom wo, Yehowa ka wo ho.”​—Luka 1:28.

Yehowa kɔɔ so hyɛɛ Maria anuonyam sɛ ɔde nokwaredi hwɛɛ Yesu na ɔtetee no anaa? Yiw, ɔyɛɛ saa. Onyankopɔn ma wɔkyerɛw nneɛma a Maria yɛe ne nsɛm a ɔkae wɔ Bible mu. Ɛbɛyɛ sɛ, mfe mmiɛnsa ne fã a Yesu de tutuu akwan kaa asɛmpa no, Maria antumi ne no ankɔ. Esiane sɛ ebia na Maria yɛ okunafo nti, na ɛsɛ sɛ ɔtena Nasaret. Ɛwom sɛ nneɛma pii kɔɔ so a Maria anhu de, nanso bere a Yesu rewu no, na ɔwɔ ne nkyɛn. (Yoh. 19:26) Nanso akyiri yi, aka nna kakra ama Pentekoste afahyɛ no adu, bere a wohwiee honhom kronkron guu asuafo no so no, na Maria ka asuafo no ho wɔ Yerusalem. (Aso. 1:13, 14) Yebetumi aka pa ara sɛ na Maria ka asuafo a wɔde honhom kronkron sraa wɔn no ho. Sɛ ɛbaa saa a, ɛnde onyaa hokwan sɛ ɔbɛkɔ akɔka Yesu ho wɔ soro na ɔne no atena daa. Nokwaredi a ɔde somee ho akatua pa bɛn ara ni! w18.07 9 ¶11; 10 ¶14

Fida, October 23

Monyɛ ne nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.​—1 Kor. 10:31.

Ɔsom adwuma a Yesu yɛe nyinaa mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ nokwasɛm atitiriw a ɛbɛboa n’asuafo ama wɔahu sɛ suban anaa nneyɛe bi a wɔbɛda no adi wɔ ne nsunsuanso. Sɛ nhwɛso no, ɔkyerɛkyerɛe sɛ, abufuw betumi ama obi ayɛ basabasa, na akɔnnɔ bɔne betumi ama obi asɛe aware. (Mat. 5:21, 22, 27, 28) Sɛ yɛma Onyankopɔn nnyinasosɛm kyerɛ yɛn kwan a, yebetumi anya ahonim a yɛatete no yiye, na yebesisi gyinae a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Sɛ Kristofo mmienu a wɔde Bible atete wɔn ahonim resi gyinae wɔ nneɛma bi ho a, ebetumi aba sɛ wɔn mmienu nyinaa rensi gyinae baako. Yɛmfa asanom nyɛ nhwɛso. Bible nkasa ntia nsã kakra a obi bɛnom. Nanso, ɛbɔ kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛnom nsa bebree anaa yɛbow nsã. (Mmeb. 20:1; 1 Tim. 3:8) Wei kyerɛ sɛ, sɛ Kristoni annom nsã bebree a, ɛnde biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ osusuw ho anaa? Dabi, biribi wɔ hɔ. Sɛ Kristoni ahonim ma no kwan sɛ otumi nom nsã mpo a, ehia sɛ osusuw afoforo ahonim ho. w18.06 18 ¶10-11

Memeneda, October 24

Monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Herode mmɔkaw ho.​—Mar. 8:15.

Yesu hyɛɛ da bɔɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfi Farisifo, Sadukifo, ne Herode akyidifo no nkyerɛkyerɛ, anaa wɔn mmɔkaw ho. (Mat. 16:6, 12) Ɛyɛ nwonwa sɛ, bere a nkurɔfo yɛe sɛ wɔpɛ sɛ wosi Yesu hene no, ankyɛ na Yesu kaa saa asɛm yi. Sɛ nkurɔfo de nyamesom frafra amanyɔsɛm a, ɛnyɛ den koraa sɛ ɛbɛkɔ akowie basabasayɛ mu. Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ ɛnsɛ sɛ wogyina ɔfã biara wɔ nsɛm a ɛte saa mu. Ɛno ka ho bi nti na asɔfo mpanyin ne Farisifo no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Yesu. Ná wosuro sɛ nkurɔfo betie Yesu na wɔagyae wɔn akyi di. Ɛba saa a, dibea a wɔwɔ wɔ nyamesom ne amanyɔsɛm mu bɛbɔ wɔn. Wɔkaa sɛ: “Sɛ yegyaa no saa a, wɔn nyinaa begye no adi, na Romafo no bɛba abɛfa yɛn ha ne yɛn man nyinaa.” (Yoh. 11:48) Enti, Ɔsɔfo Panyin Kaiafa na odii anim ma wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum Yesu.​—Yoh. 11:49-53; 18:14. w18.06 6-7 ¶12-13

Kwasida, October 25

Mommma nyaatwom mmma mo dɔ mu.​—Rom. 12:9.

Afiri foforo a Satan de yi nkurɔfo ne sɛ, ɔma wɔn ani gye ahonhonsɛmdi ho. Ɛnnɛ, Satan nam atoro som ne nnwumakuw a wɔyɛ nneɛma de gyigye nkurɔfo ani so ma nkurɔfo ani gye adaemonesɛm ho. Sini ahorow, kɔmputa so agodie, ne anigyede ahorow ma ahonhonsɛm yɛ sɛ biribi a ɛyɛ anigye ara kɛkɛ. Dɛn na yɛbɛyɛ na saa afiri yi anyi yɛn? Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no bɛkyerɛ yɛn anigyede a ɛfata ne nea ɛmfata nyinaa. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara tete n’ahonim na ama wasisi gyinae a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia. (Heb. 5:14) Nanso, sɛ yetie ɔsomafo Paulo afotu a Yehowa honhom ma ɔkyerɛwee a ɛyɛ ɛnnɛ asɛm no a, yebesisi gyinae pa. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Nneɛma a mede gyigye m’ani ma meyɛ sɛ obi a ɔyɛ nyaatwom anaa? Sɛ me Bible asuafo anaa wɔn a mekɔ wɔn nkyɛn sankɔhwɛ hu nneɛma a mede gyigye m’ani a, wobenya adwene sɛ mede asɛm a meka no bɔ me bra anaa?’ Sɛ yɛyɛ nea yɛka a, ɛbɛyɛ den sɛ Satan mfiri no beyi yɛn.​—1 Yoh. 3:18. w18.05 25 ¶13

Dwoda, October 26

Nea me koma pɛ, ne m’adesrɛ a mede to Onyankopɔn anim ma wɔn ne sɛ wobenya nkwa.​—Rom. 10:1.

Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Paulo? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yɛma ɛda yɛn koma so pa ara sɛ yɛbɛhwehwɛ obiara a ‘ɔpɛ daa nkwa.’ Nea ɛto so mmienu, yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma wɔn a wɔwɔ koma pa no ntie asɛmpa no. (Aso. 13:48; 16:14) Silvana ayɛ akwampae adwuma bɛyɛ mfe 30. Ɔka sɛ: “Sɛ merebɛkɔ fie bi mu wɔ m’asasesin mu a, midi kan bɔ Yehowa mpae srɛ no sɛ ɔmma minnya nnipa a wɔwɔ hɔ no ho adwempa.” Afei nso, yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma abɔfo no nkyerɛ yɛn kwan nkɔ wɔn a wɔwɔ koma pa nkyɛn. (Mat. 10:11-13; Adi. 14:6) Robert ayɛ akwampae adwuma bɛboro mfe 30. Ɔka sɛ: “Abɔfo nim nea ɛrekɔ so wɔ afiewuranom asetenam, enti sɛ yɛne wɔn bom yɛ adwuma a, ɛyɛ anigye pa ara.” Nea ɛto so mmiɛnsa, yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu adepa a ɛwɔ nkurɔfo ho. Carl yɛ asafo mu panyin. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ a mehwehwɛ biribi ketewa bi a ɛbɛma mahu sɛ onii no wɔ koma pa. Ebia ɔbɛserew, ɔbɛtew n’anim, anaa obebisa asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ ɔrepɛ biribi ahu.” Sɛ yesuasua Paulo a, yebetumi akɔ so de boasetɔ asow aba. w18.05 15 ¶13; 16 ¶15

Benada, October 27

Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, . . . yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.​—Heb. 10:24, 25.

Sɛ yɛte sɛ wɔn a yɛboaa wɔn bere bi a atwam da so de nokwaredi resom a, etumi hyɛ yɛn nkuran pa ara. Saa na ɔsomafo Yohane tee nka. Ɔkyerɛwee sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛma minya anisɔ kɛse sen eyinom, sɛ mɛte sɛ me mma nam nokware no mu.” (3 Yoh. 4) Akwampaefo pii ahu sɛ ɛte saa. Sɛ wɔte sɛ wɔn a wɔaboa wɔn ama wɔabehu nokware no bi da so ara de nokwaredi resom Yehowa, na mpo wɔreyɛ akwampae adwuma a, ɛhyɛ wɔn nkuran pa ara. Sɛ ɔkwampaefo bi abam bu, na sɛ yɛkae no nneɛma pa a wayɛ bere bi a atwam a, ebetumi akyekye ne werɛ pa ara. Amansin so ahwɛfo pii aka sɛ, sɛ wɔkɔsom asafo bi wie na anuanom kyerɛw krataa tiawa bɛda wɔn ase a, ɛhyɛ wɔne wɔn yerenom nkuran pa ara. Asafo mu mpanyimfo, asɛmpatrɛwfo, akwampaefo, ne Betelfo a wɔda so resom nso, sɛ yɛkyerɛ nea wɔreyɛ no ho anisɔ a, ɛhyɛ wɔn nkuran. w18.04 23 ¶14-15

Wukuda, October 28

‘Ɛnsɛ sɛ ɔhene ware mmea bebree na ne koma amman.’​—Deut. 17:17.

Solomon buu saa mmara no so. Ewiee ase no, ɔwaree yerenom 700, na onyaa ayefam 300. (1 Ahe. 11:3) Ná ne yerenom bebree nyɛ Israelfo, na na wɔsom abosom. Enti, Solomon san nso buu Onyankopɔn mmara a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Israelfo ware ananafo mmea no so. (Deut. 7:3, 4) Solomon de nkakrankakra twee ne ho fii nea Yehowa hwehwɛ sɛ ɔyɛ ho. Wei ma ɔkɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru. Solomon sii afɔremuka bi maa nyamewa Astoret, na anyɛ yiye koraa no, osii afɔremuka baako maa atoro nyame Kemos. Ɔkɔkaa ne yerenom ho ne wɔn som atoro anyame wɔ hɔ. Solomon annya baabiara ankosisi saa afɔremuka no sɛ bepɔw bi a ɛne Yerusalem di nhwɛanim so. Yerusalem na na Solomon asi Yehowa asɔrefie no! (1 Ahe. 11:5-8; 2 Ahe. 23:13) Ebia Solomon daadaa ne ho sɛ, bere tenten a ɔsan nso bɔ afɔre wɔ asɔrefie hɔ de, Yehowa bebu n’ani agu asoɔden a ɔreyɛ no so. Nanso, Yehowa mmu n’ani ngu bɔne so da. w18.07 18-19 ¶7-9

Yawda, October 29

Momfa gyidi kyɛm kɛse no a mubetumi de adum ɔbɔnefo no mmɛmma a ɛredɛw no nyinaa.​—Efe. 6:16.

Satan betumi atotow “mmɛmma a ɛredɛw” aba wo so. Ebi ne sɛ ɔbɛma woanya Yehowa ho adwene a ɛnyɛ nokware; obetumi ama woanya adwene sɛ Yehowa nnwen wo ho, na ɔnnɔ wo. Ida yɛ ababaa a wadi mfe 19; ɔte nka sɛ ɔnsɛ hwee. Ɔka sɛ: “Metaa te nka sɛ Yehowa mmɛn me, na ɔmpɛ sɛ meyɛ n’Adamfo.” Sɛ ɔte nka saa a, dɛn na ɔyɛ? Ida ka sɛ: “Asafo nhyiam ahorow hyɛ me gyidi den pa ara. Bere bi a atwam no, mekɔ asafo nhyiam a na metena hɔ saa ara a memma mmuae. Ná m’adwene yɛ me sɛ obiara mpɛ me mmuae atie. Nanso seesei, misua ade ansa na makɔ asafo nhyiam, na mebɔ mmɔden sɛ mɛma mmuae mmienu anaa mmiɛnsa.” Ida asɛm no ma yehu nokwasɛm bi: Ɔsraani kyɛm de, sɛnea ne kɛse te no saa ara na ɛte, nanso yɛn gyidi a ɛte sɛ kyɛm no de, etumi yɛ ketewa anaa kɛse. Enti egyina yɛn so. (Mat. 14:31; 2 Tes. 1:3) Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛkɔ so hyɛ yɛn gyidi den! w18.05 29-30 ¶12-14

Fida, October 30

Menyɛ dɛn na manya nkwa.​—Aso. 16:30.

Asasewosow no sii akyi ansa na afiasehwɛfo no resesa ne suban na wahwehwɛ mmoa. (Aso. 16:25-34) Ɛnnɛ nso, nnipa bi wɔ hɔ a wɔmpɛ sɛ wotie Bible mu asɛm no, nanso sɛ asɛnkɛse bi to wɔn mpofirim a, ebetumi ama wɔasesa wɔn suban na wɔahwehwɛ mmoa. Ebia na adwuma a wɔayɛ mfe pii afi wɔn nsa ama wɔn ho adwiriw wɔn. Ebinom nso wɔ hɔ a, wɔahu sɛ yare bi a emu yɛ den abɔ wɔn ama wonhu nea wɔnyɛ, anaa ebia wɔn dɔfo bi awu ama wɔn werɛ ahow. Ebia ebinom bebisa nea enti a yɛte ase. Ebia na wɔnna nnwenee asɛm a ɛte saa ho da. Ebi mpo a wobebisa sɛ, ‘Menyɛ dɛn na manya nkwa?’ Sɛ yehyia wɔn a, wei ne bere a edi kan a ebia wɔn ani begye ho sɛ wobetie anidaso asɛm a yɛka no. Enti sɛ yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no a, bere a nkurɔfo behia awerɛkyekye no, wobenya yɛn ama yɛakyekye wɔn werɛ.​—Yes. 61:1. w18.05 19-20 ¶10-12

Memeneda, October 31

Yehowa honhom wɔ me so, efisɛ ɔsraa me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo.​—Luka 4:18.

Ɛnnɛ, wiase yi nyame afura nnipa dodow no ara ani, na wonnim sɛ wɔayɛ nkoa ama atoro som, ahonyade, ne amanyɔsɛm. (2 Kor. 4:4) Yɛanya hokwan sɛ yebesuasua Yesu na yɛaboa nkurɔfo ama wɔabehu Yehowa, Onyankopɔn a ɔma ahofadi no, na wɔasom no. (Mat. 28:19, 20) Wei nyɛ adwuma a ɛda fam, na nsɛnnennen pii nso wom. Aman bi so no, nnipa a wɔn ani nnye asɛmpa no ho redɔɔso, ebinom mpo de, wɔsɔre tia. Asɛm a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho ne sɛ: ‘Ahofadi a mewɔ no, metumi de aboa Ahenni adwuma no kɛse anaa?’ Yehowa asomfo pii ahu sɛ wiase awiei abɛn pa ara, enti wɔayɛ wɔn ho awiɛmfoɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no. Wei hyɛ nkuran pa ara. (1 Kor. 9:19, 23) Ebinom yɛ asɛmpaka adwuma no wɔ baabi a wɔte; afoforo nso tu kɔ baabi a wohia asɛmpakafo pii. Anuanom pii de ahofadi a wɔwɔ redi dwuma yiye de asom Yehowa. Wei nyɛ anigyesɛm?​—Dw. 110:3. w18.04 11-12 ¶13-14

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena