November
Kwasida, November 1
Nea odi paanoo yi bɛtena ase daa.—Yoh. 6:58.
Sɛ yɛsom Yehowa a, yenya anidaso sɛ awiei koraa no yɛn nsa bɛka nea Adam ne Hawa hweree no nyinaa; nea ɛka ho bi ne hokwan a yebenya atena ase daa. Nea amma Adam ne Hawa ansom Yehowa ne sɛ, wɔannya ɔdɔ a emu yɛ den amma Yehowa. Nanso Yehowa ma wɔtenaa ase kyɛe woo mma, na ɔmaa wɔn ankasa faa ɔkwan a wɔpɛ so tetee wɔn mma. Adam ne Hawa sii gyinae twee wɔn ho fii Yehowa ho, nanso ankyɛ koraa na wohui pa ara sɛ, nyansa nni saa gyinae a wosii no mu. Wɔn babarima panyin kum ne nuabarima a na ɔnyɛɛ no bɔne biara. Na bere bi akyi no, basabasayɛ ne pɛsɛmenkominya hyɛɛ nnipa asetena mã. (Gen. 4:8; 6:11-13) Nanso, na Yehowa wɔ ɔkwan a ɔbɛfa so agye Adam ne Hawa mma a wɔpɛ sɛ wɔsom no no nkwa. (Yoh. 6:38-40, 57) Sɛ wusua sɛnea Yehowa wɔ ɔdɔ ne abotare ho ade pii a, ebetumi ama ɔdɔ a wowɔ ma no no ayɛ kɛse. Ɛba saa a, ɛbɛka wo koma na woremfa ɔkwan a Adam ne Hawa faa so no so, na mmom wubehyira wo ho so ama Yehowa. w19.03 2 ¶3; 4 ¶9
Dwoda, November 2
‘Mo nyinaa munnya tema.’—1 Pet. 3:8.
Sɛ wubenya tema ama w’abusua ne wo mfɛfo Kristofo a, bɔ mmɔden sɛ wubehu nea wɔrefa mu. Ma mmerante ne mmabaa a wɔwɔ asafo no mu, wɔn a wɔyare, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ne wɔn a wɔn dɔfo bi awu nhu sɛ wudwen wɔn ho. Bisa sɛnea wɔn ho te. Sɛ wɔrekasa a, yɛ aso tie wɔn. Boa wɔn ma wonhu sɛ woahu nea wɔrefa mu no pa ara. Yɛ nea wubetumi biara boa wɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛda no adi sɛ yɛwɔ ɔdɔ kann. (1 Yoh. 3:18) Yɛreboa afoforo a, ehia sɛ yɛma wohu sɛ yɛte wɔn ase. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ nkurɔfo kɔ ahohia mu a, ɛsono sɛnea obiara yɛ n’ade. Ɛyɛ a ebinom pɛ sɛ wɔka nea ato wɔn no ho asɛm, nanso afoforo de, wɔmpɛ no saa. Enti, yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn de, nanso ɛnsɛ sɛ yebisa wɔn nsɛm a ɛbɛma wɔafɛre. (1 Tes. 4:11) Sɛ ebinom ka sɛnea wɔte nka kyerɛ yɛn mpo a, ebia ɛnyɛ bere nyinaa na yɛne wɔn bɛyɛ adwene. Nanso, ɛsɛ sɛ yehu sɛ saa na wɔn adwene yɛ wɔn. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm tie asɛm, na yɛyɛ nyaa kasa.—Mat. 7:1; Yak. 1:19. w19.03 19 ¶18-19
Benada, November 3
Ehu kɛse kaa me.—Neh. 2:2.
Sɛ woreka nokware no ho asɛm wɔ baguam a, ɛyɛ a wusuro? Sɛ wote nka saa a, kae Nehemia. Ná ɔsom wɔ ɔhene bi a ɔwɔ tumi kɛse ahemfie. Ná Nehemia ate sɛ Yerusalem afasu ne n’apon abubu, enti na ne werɛ ahow. (Neh. 1:1-4) Bere a ɔhene no bisaa Nehemia nea enti a n’anim ayɛ bosaa no, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Nehemia yam hyee no! Ntɛm ara na Nehemia bɔɔ mpae, na ɛno akyi no, ɔmaa ɔhene no mmuae. Mmuae a Nehemia mae no maa ɔhene no yɛɛ nneɛma pii boaa Onyankopɔn nkurɔfo. (Neh. 2:1-8) Yɛnhwɛ Yona nso. Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Yona sɛ ɔnkɔkasa nkyerɛ Niniwefo no, ehu kaa Yona pa ara ma oguanee, na ɔde n’ani kyerɛɛ baabi foforo. (Yona 1:1-3) Nanso, Yehowa boaa Yona ma ɔkɔyɛɛ n’adwuma no. Asɛm a Yona kɔkae no boaa Niniwefo no pa ara. (Yona 3:5-10) Nehemia asɛm no ma yehu sɛ, ehia sɛ yɛbɔ mpae ansa na yɛama mmuae. Yona asɛm no nso ma yehu sɛ, sɛ yesuro ade pa ara sɛ dɛn mpo a, Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛasom no. w19.01 11 ¶12
Wukuda, November 4
‘Obiara nni hɔ a wagyaw ofie anaasɛ abusua me ne asɛmpa no nti a ɔrennya mmɔho ɔha saa bere yi ne daa nkwa wɔ bere a ɛreba no mu.’—Mar. 10:29, 30.
Sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛde nokware a ɛwɔ Bible mu no bɛbɔ yɛn bra a, nneɛma betumi asesa wɔ yɛne yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo ntam. Adɛn ntia? Yesu bɔɔ mpae maa n’akyidifo sɛ: “Fa nokware no yɛ wɔn kronkron; w’asɛm yɛ nokware.” (Yoh. 17:17) Asɛm a ɛne sɛ “yɛ wɔn kronkron” no betumi nso akyerɛ sɛ “yi wɔn si nkyɛn.” Sɛ yegye nokware no a, na wɔayi yɛn afi wiase no mu asi nkyɛn, efisɛ nneɛma bi a nnipa a wɔwɔ wiase no mu yɛ no, yɛrentumi nyɛ bi bio. Esiane sɛ yɛasesa yɛn abrabɔ nti, nkurɔfo hu yɛn sɛ yɛyɛ soronko. Nokware a ɛwɔ Bible mu no, ɛno na yɛde bɔ yɛn bra. Ɛwom sɛ yɛmpɛ sɛ yɛde mpaapaemu ba yɛne afoforo ntam de, nanso ɔsom foforo a yɛakɔ mu no nti, ebia yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo binom bɛtwe wɔn ho afi yɛn ho. Wei nyɛ yɛn nwonwa, efisɛ Yesu kaa sɛ: “Nokwarem no, obi ankasa fiefo na wɔbɛyɛ n’atamfo.” (Mat. 10:36) Ɔmaa yɛn awerɛhyem nso sɛ, biribiara a yebegyae akyi di na yɛatɔ nokware no, anaa yɛasua no, yebenya ho akatua mmɔho mmɔho. w18.11 6 ¶11
Yawda, November 5
‘Asafo a ɛwɔ amanaman mu nyinaa nso da wɔn ase.’—Rom. 16:4.
Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ ne nuanom ho anisɔ, na ɔmaa no daa adi wɔ sɛnea ɔkaa wɔn ho asɛm mu. Ná ɔda Onyankopɔn ase daa wɔ ne mpaebɔ mu sɛ wama wanya anuanom a wɔte saa. Bere a ɔrekyerɛw ne nuanom no, ɔma wohui sɛ n’ani sɔ wɔn. Paulo bobɔɔ ne nuanom Kristofo 27 din wɔ Romafo ti 16 nkyekyɛm 1 kosi 15. Paulo hyɛɛ da kaa sɛ Priska ne Akwila ‘de wɔn ankasa kɔn too hɔ maa’ no, na ɔkaa Foibe ho asɛm sɛ ‘ogyinaa nnipa pii akyi,’ na na Paulo ka ho. Ɔkamfoo saa anuanom a wɔyɛ adwumaden a wɔda ne koma so no. (Rom. 16:1-15) Ná Paulo nim sɛ ne nuanom Kristofo tɔ sin, nanso suban pa a na wɔwɔ mmom na ɔde n’adwene sii so. Bere a wɔkenkan Paulo krataa no wɔ asafo no mu maa saa anuanom no tee no, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ wɔn nkuran! Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛno bɛma adamfofa a ɛwɔ wɔne Paulo ntam no mu ayɛ den pa ara. Bere biara a anuanom a wo ne wɔn wɔ asafo mu bɛka nsɛm a ɛyɛ dɛ anaa wɔbɛyɛ nneɛma pa no, ɛyɛ a wokamfo wɔn? w19.02 16 ¶8-9
Fida, November 6
Merennyaa me mũdi mu da!—Hiob 27:5.
Ɛsɛ sɛ yɛyɛ pɛ ansa na yɛatumi akura yɛn mũdi mu anaa? Ebia yebenya adwene sɛ yɛtɔ sin pa ara, anaa mpo, yedi mfomso pii. Ɛnsɛ sɛ yenya saa adwene no, efisɛ Yehowa mfa n’adwene nsi yɛn mfomso so. N’Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ: “O Yah, sɛ mfomso na wohwɛ a, O Yehowa, anka hena na obegyina?” (Dw. 130:3) Onim sɛ yɛyɛ nnipa a yɛtɔ sin, na bɔne wɔ yɛn ho, na oyi ne yam de yɛn bɔne kyɛ yɛn. (Dw. 86:5) Afei nso, Yehowa nim nea yebetumi ayɛ ne nea yentumi nyɛ, enti ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so. (Dw. 103:12-14) Ɔdɔ ho hia na ama Yehowa asomfo atumi akura wɔn mũdi mu. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn ho a yɛde ama no koraa sɛ yɛn soro Agya no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea edi mũ, anaa nea asɛm biara nni ho. Sɛ yehyia sɔhwɛ na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no anhinhim a, ɛkyerɛ sɛ yekura yɛn mũdi mu. (1 Be. 28:9; Mat. 22:37) Yenim sɛ Yehowa akwankyerɛ teɛ, na yɛayɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ yɛn soro Agya no ani. Esiane sɛ yɛdɔ Yehowa nti, bere nyinaa ansa na yebesi gyinae bi no, yedi kan susuw ne ho. Yɛyɛ saa a, yɛda no adi sɛ yekura yɛn mũdi mu. w19.02 3 ¶4-5
Memeneda, November 7
Bɔ wo koma ho ban.—Mmeb. 4:23.
Sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ na yehu so mfaso a, ɛma yɛn gyidi yɛ den pa ara. (Yak. 1:2, 3) Ɛma yɛn ani gye efisɛ yɛama Yehowa koma atɔ ne yam sɛ ɔbɛfrɛ yɛn ne mma; wei pusuw yɛn ma yɛyere yɛn ho pa ara sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. (Mmeb. 27:11) Sɔhwɛ biara a yebehyia no, yenya hokwan a yɛde bɛkyerɛ sɛ, yɛde koma mũ na ɛsom yɛn Agya a odwen yɛn ho no. (Dw. 119:113) Yɛda no adi sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu dɔ Yehowa, kyerɛ sɛ, yɛasi yɛn bo pa ara sɛ yebedi n’ahyɛde so na yɛayɛ n’apɛde. (1 Ahe. 8:61) Yebetumi adi mfomso anaa? Yiw; efisɛ yɛtɔ sin. Sɛ yedi mfomso a, momma yɛnkae Ɔhene Hesekia asɛm no. Odii mfomso. Nanso, onuu ne ho, na ɔkɔɔ so de “koma mũ” som Yehowa. (Yes. 38:3-6; 2 Be. 29:1, 2; 32:25, 26) Enti, mommma yɛmmma Satan kwan efisɛ ɔpɛ sɛ yenya n’adwene no bi. Momma yɛmmɔ mpae nhwehwɛ “ahobrɛase koma,” na yɛnkɔ so nni Yehowa nokware.—1 Ahe. 3:9; Dw. 139:23, 24. w19.01 18-19 ¶17-18
Kwasida, November 8
Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, a ɛne anofafa aba a wɔde bɔ ne din wɔ baguam no.—Heb. 13:15.
Yɛma mmuae wɔ asafo nhyiam ase a, ɛboa yɛn ankasa. (Yes. 48:17) Ɛboa yɛn sɛn? Nea edi kan, sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛma mmuae a, ɛma yesua nea yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase no yiye ansa na yɛakɔ. Sɛ yesua ade yiye saa a, yɛte Onyankopɔn Asɛm no ase pa ara. Na sɛ yɛte ase pa ara saa a, ɛnna yebetumi de nea yesua no ayɛ adwuma. Nea ɛto so mmienu, esiane sɛ yɛde yɛn ho hyɛ adesua no mu nti, ebetumi ama yɛn ani agye adesua no ho pa ara. Nea ɛto so mmiɛnsa, esiane sɛ yɛyere yɛn ho ansa na yɛatumi ama mmuae nti, yɛpɔn nhyiam no na ɛkyɛ mpo a, yɛn werɛ ntaa mfi mmuae a yɛmae no. Afei nso, yɛka nea yegye di wɔ asafo nhyiam ase a, Yehowa ani sɔ. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa tie yɛn, na n’ani sɔ pa ara sɛ yɛbɔ mmɔden ma mmuae wɔ asafo nhyiam ase. (Mal. 3:16) Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea ɛsɔ Yehowa ani a, ohyira yɛn de kyerɛ sɛ n’ani sɔ. (Mal. 3:10) Yɛahu sɛ, yɛwɔ nea enti pa ara a ɛsɛ sɛ yɛma mmuae wɔ asafo nhyiam ase. w19.01 8 ¶3; 9-10 ¶7-9
Dwoda, November 9
Munkyi bɔne, mommata papa ho.—Rom. 12:9.
Sɛnea Yehowa ne n’asomfo di no ma yehu sɛ ɔwɔ nyansa pa ara. Sɛ́ anka Yehowa bɛhyehyɛ mmara pii ama yɛn no, ɔtɔ ne bo ase kyerɛkyerɛ yɛn ma yehu sɛnea yɛbɛyɛ biribiara wɔ ɔdɔ mu. Ɔpɛ sɛ yɛde ne nnyinasosɛm bɔ yɛn bra na yekyi bɔne. Saa kwan a Yehowa fa so kyerɛkyerɛ yɛn no, ɛho nhwɛso pa ara na ɛwɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka mu no; ɛboa yɛn ma yehu nea ɛma nkurɔfo yɛ bɔne. (Mat. 5:27, 28) Kristo na ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Ɔbɛkɔ so akyerɛkyerɛ yɛn wɔ wiase foforo no mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya adwene a ɔwɔ wɔ adetrenee ne mmarato ho no bi. (Heb. 1:9) Afei nso, Yesu bɛboa yɛn ama yɛayɛ pɛ wɔ adwene ne nipadua mu. Wo de twa ho mfoni hwɛ, saa bere no, biribiara rentwetwe wo sɛ kɔyɛ bɔne, na worenhu amane esiane bɔne nti. Afei, awiei koraa no, wo nsa bɛka “anuonyam ahofadi” a Yehowa de ahyɛ wo bɔ no. (Rom. 8:21) Nokwasɛm ne sɛ, yɛrenne yɛn ho korakora. Sɛ yesuasua Onyankopɔn dɔ a, ɛnna yebenya ahofadi ankasa.—1 Yoh. 4:7, 8. w18.12 23 ¶19-20
Benada, November 10
Ɔnkyerɛw awaregyae krataa nhyɛ ɔbea no nsam na ɔmma omfi ne fie nkɔ.—Deut. 24:1.
Sɛ Israelni barima bi ware na “ohu sɛ ɔbea no ayɛ biribi a enye” a, na obetumi agyae ne yere no aware. Biribi a “enye” no, Mose Mmara no ankyerɛkyerɛ mu. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ biribi a ɛyɛ aniwu anaa aniberesɛm, na ɛnyɛ asɛm ketewa bi kɛkɛ. (Deut. 23:14) Awerɛhosɛm ne sɛ, Yesu bere so no, na Yudafo no pii gyina “asɛm biara” so gyae wɔn yerenom. (Mat. 19:3) Yɛn mu biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ osuasua wɔn suban no. Odiyifo Malaki ma yehuu adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ awaregyae ho. Saa bere no, na mmarima taa twa nkontompo gyae wɔn ‘mmeranteberem yerenom,’ na ebia wɔakɔware mmabaa a wɔsom abosom. Adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ aware ho no, Malaki kaa ho asɛm sɛ: “Okyi awaregyae.” (Mal. 2:14-16) Saa asɛm yi ne asɛm a Bible ka faa aware a edi kan ho no hyia sɛ: ‘Ɔbarima de ne ho bɛfam ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.’ (Gen. 2:24) Ná Yesu nso wɔ adwene a Yehowa wɔ wɔ aware ho no bi. Enti ɔkaa sɛ: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”—Mat. 19:6. w18.12 11 ¶7-8
Wukuda, November 11
Otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfo no sua.—Mat. 9:37.
Anuanom binom tebea ma wɔn kwan ma wotu wɔn ho ma kɔ akyirikyiri. Wɔwɔ odiyifo Yesaia suban no bi. Yehowa bisaa sɛ, “Hena na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?” Yesaia gyee so sɛ: “Mini, soma me.” (Yes. 6:8) Wo koma ka wo sɛ boa Yehowa ahyehyɛde no, na wubetumi ayɛ saa anaa? Yesu kaa asɛmpaka ne asuafoyɛ adwuma no ho asɛm sɛ: “Enti monsrɛ otwa adwuma Wura no ma ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” (Mat. 9:38) Wubetumi akɔyɛ akwampae adwuma wɔ baabi a wohia adawurubɔfo pii? Anaa wubetumi aboa obi ama wayɛ saa? Anuanom mmarima ne mmea pii anya adwene sɛ ɔkwan pa a wobetumi afa so akyerɛ sɛ wɔdɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa ne sɛ wɔbɛyɛ akwampae adwuma wɔ mmeae anaa nsasesin a wohia adawurubɔfo pii mu. Akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so atrɛw wo som adwuma mu anaa? Sɛ woyɛ saa a, w’ani begye pa ara. w18.08 27 ¶14-15
Yawda, November 12
Mommma sikanibere mmma mo asetena mu, na momma nea mowɔ no ara nnɔɔso mma mo.—Heb. 13:5.
Nsɛmpa no ma yehu adwene pa ara a Yehowa wɔ wɔ ahonyade ho. Onyankopɔn ankasa na ɔpaw awofo a wɔbɛtete ne Ba no; na wɔyɛ awarefo a wonni sika pii. (Lev. 12:8; Luka 2:24) Bere a Maria woo Yesu no, ‘ɔde no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya kwan wɔ ahɔhodan mu.’ (Luka 2:7) Sɛ na Yehowa pɛ a, anka obetumi ama wɔawo ne Ba no wɔ ɔdan papa mu. Nanso, nea na ehia Yehowa pa ara ne sɛ obenya abusua a wɔde Onyankopɔn som di kan wɔ wɔn asetena mu ama wɔatete Yesu. Bible mu asɛm yi ma yehu Yehowa adwene wɔ ahonyade ho. Awofo binom yɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma wɔn mma anya asetena pa; sɛ ɛno bɛma wɔn mma no ne Yehowa ntam ayɛ basaa mpo a, ɛnhaw wɔn. Nanso Yehowa de, ade a ɛho hia no pa ara ne abusuabɔ a yɛne no benya. Adwene a Yehowa wɔ yi, wowɔ bi anaa? Dɛn na wo nneyɛe da no adi? w18.11 24 ¶7-8
Fida, November 13
Anigye ne nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!—Dw. 144:15.
Esiane sɛ Yehowa yɛ anigye Nyankopɔn nti, ɔpɛ sɛ yɛn ani gye, na ɔma yɛn nneɛma pii a ɛma yɛn ani gye. (Deut. 12:7; Ɔsɛnk. 3:12, 13) Nanso, ɛnnɛ wiase yi mu de, ebetumi ayɛ den sɛ yɛn ani begye. Adɛn ntia? Ɔhaw bi betumi ato yɛn ama asɛe yɛn anigye. Ebi ne bere a yɛn dɔfo bi awu anaa wɔatu no afi asafo no mu, anaa bere a yɛn aware agu anaa yɛn adwuma afi yɛn nsa. Afei nso, sɛ asomdwoe nni yɛn abusua mu anaa yentumi mmɔ nkɔmmɔ asomdwoe mu a, ebetumi asɛe yɛn anigye. Sɛ yɛn mfɛfo adwumayɛfo anaa yɛn sukuufo di yɛn ho fɛw a, ebetumi asɛe yɛn asomdwoe. Saa ara na sɛ yɛn som nti wɔtaa yɛn, anaa wɔde yɛn gu afiase a, ɛno nso betumi asɛe yɛn asomdwoe. Bio nso, sɛ yɛregugow, yare a ne ko yɛ den bɔ yɛn, anaa adwinnwen bi bɛtɔ yɛn so a, ebetumi asɛe yɛn anigye. Nanso, Yesu Kristo a ɔyɛ “Obirɛmpɔn koro pɛ a ɔwɔ anigye” no ani gye ho sɛ ɔbɛkyekye nkurɔfo werɛ na wama wɔn ani agye. (1 Tim. 6:15; Mat. 11:28-30) Yesu Kristo Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔkyerɛɛ su ahorow bi a ebetumi ama yɛn ani agye ɛmfa ho mpo sɛ sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den wɔ Satan wiase yi mu. w18.09 17 ¶1-3
Memeneda, November 14
‘Awufo nti munntwitwa mo ho mmobɔ mo ho akam.’—Deut. 14:1.
Ade baako a ebetumi ayɛ den pa ara sɛ obi de bɛto nkyɛn na ama wasua nokware no ne amanne ne nneyɛe a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia. (Mmeb. 23:23) Ɛwom, ebia ɛbɛyɛ mmerɛw ama ebinom sɛ, sɛ wohu nea Kyerɛwnsɛm no ka fa amanne ne nneyɛe a ɛte saa ho a, wobegyae akyi di. Afoforo nso de, esiane nhyɛso a wɔn abusuafo, wɔn mfɛfo adwumayɛfo, ne wɔn nnamfo de bɛba wɔn so nti, ebia wɔbɛtwentwɛn wɔn nan ase. Sɛ ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ amanne bi de hyɛ abusuafo a wɔawuwu anuonyam a, ɛnde asɛm no mu betumi ayɛ den pa ara. Sɛnea ebinom de akokoduru agyina asɛm a ɛte saa ano no betumi aboa yɛn ama yɛayɛ nsakrae a ehia sɛ yɛyɛ. Wɔn a wodi asumansɛm a na wɔabɛyɛ Kristofo wɔ Efesofo no, dɛn na na wɔbɛyɛ na ama wɔatumi agyae nneyɛe a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia no akyi di, na wɔatumi atɔ nokware no? Bible ka sɛ: “[Wɔde] wɔn nhoma ba bɛhyew ma obiara hui. Na wobuu ne nyinaa ano hui sɛ ne bo yɛ nnwetɛbona ɔpeduonum.” (Aso. 19:19, 20) Kristofo anokwafo no bɔɔ afɔre kɛse yi, na wonyaa nhyira a ɛso bi nni. w18.11 7 ¶15-16
Kwasida, November 15
Bere a wotwaa ɔman no nyinaa twetia wiei no, wɔtenaa wɔn asoɛe hɔ kosii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn.—Yos. 5:8.
Bere a Israelfo twaa Yordan akyi pɛɛ no, Yosua hyiaa ɔbarima bi a watwe nkrante. Ná ɛnyɛ ɔbɔfo biara sɛ “Yehowa safohene,” na na wayɛ krado sɛ ɔrebɛko ama Onyankopɔn nkurɔfo. (Yos. 5:13-15) Ɔbɔfo no kyerɛɛ Yosua ɔkwan pɔtee a ɔbɛfa so ako afa Yeriko kurow no. Sɛ wohwɛ akwankyerɛ no bi a, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ nea ntease nnim. Emu baako ni. Yehowa kaa sɛ mmarima no nyinaa ntwa twetia. Sɛ wotwa twetia a, na ɛbɛbɔ wɔn yare nna kakra. (Gen. 34:24, 25; Yos. 5:2) Ɛbɛyɛ sɛ Israel asraafo a na wontumi nyɛ wɔn ho hwee no bedwen ho sɛ, sɛ atamfo no bɛtow hyɛ wɔn so a, wɔbɛyɛ dɛn abɔ wɔn abusua ho ban? Nanso, asɛm bi sii mpofirim. Israelfo no ho hu tɔɔ Yerikofo so, enti wɔantow anhyɛ Israelfo no so. Bible ka sɛ: “Yeriko de, Israelfo no nti, na wɔato kurow no mu abram ano.” (Yos. 6:1) Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi maa Israelfo no nyaa Onyankopɔn akwankyerɛ mu ahotoso pa ara. w18.10 23 ¶5-7
Dwoda, November 16
Dɛn nti na moreyɛ eyinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa a yɛwɔ mmerɛwyɛ te sɛ mo ara.—Aso. 14:15.
Yɛbɛyɛ dɛn asuasua sɛnea Paulo brɛɛ ne ho ase no? Nea edi kan, sɛ Yehowa boa yɛn ma yɛyɛ biribi wɔ ne som mu a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ afoforo bɛhoahoa yɛn anaa ɛnsɛ sɛ yɛma wɔhoahoa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘Nkurɔfo a meka asɛmpa no kyerɛ wɔn no, mibu wɔn sɛn? Meyɛ nyiyim tia nnipakuw bi a nkurɔfo a wɔwɔ me mpɔtam bu wɔn animtiaa a minnim anaa?’ Anigyesɛm ne sɛ, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa rehwehwɛ wɔn asasesin mu ahwɛ sɛ nnipa bi da so wɔ hɔ a wobetie asɛmpa no anaa. Ɛtɔ da a, ebia ɛho behia sɛ anuanom sua nnipakuw bi a nkurɔfo bu wɔn animtiaa no kasa ne wɔn amammerɛ. Ɛnsɛ sɛ Adansefo a wɔka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo a wɔte saa no nya adwene da sɛ wɔkyɛn wɔn. Mmom, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛte obiara ase na wɔaka Ahenni no ho asɛmpa no ama aka ne koma. w18.09 5 ¶9, 11
Benada, November 17
‘Galileani a ɔde Yuda sɔree, na ɔtwee nnipa dii n’akyi.’—Aso. 5:37.
Romafo no ma wokum Yuda. Ɛnyɛ Yuda ne anuɔdenfo foforo nko ara na na wɔrehwɛ Mesia a ɔyɛ ɔmanyɔfo kwan denneennen, na mmom na Yudafo a aka no nso rehwɛ kwan saa ara. Wei kyerɛ sɛ, na wɔhwɛ kwan sɛ, sɛ Mesia no ba a, ɔbɛma Israel asan afa ne ntama pa afura, na wɔade wɔn ho afi Romafo nhyɛso ase. (Luka 2:38; 3:15) Ná nnipa pii gye di sɛ Mesia no de ahenni bi besi hɔ wɔ asase so wɔ Israel. Sɛ ɛbaa saa a, anka Yudafo a na wɔabɔ ahwete aman ahorow so no bɛsan aba wɔn man mu. Kae sɛ, bere bi Yohane Suboni bisaa Yesu sɛ: “So wone Nea Ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ obi foforo kwan?” (Mat. 11:2, 3) Ɛbɛyɛ sɛ na Yohane pɛ sɛ ohu sɛ obi foforo a ɔbɛba na ɔbɛma Yudafo no anidaso abam anaa. Yesu a na wɔanyan no afi awufo mu no kɔtoo asuafo mmienu a na wɔnam kwan so rekɔ Emaus. Wɔn nso fam no, nea na wɔhwɛ kwan sɛ Mesia no ba a ɔbɛyɛ no, na ɛmmaa mu. (Luka 24:21) Ɛno akyi pɛɛ no, Yesu asomafo no bisaa no sɛ: “Awurade, saa bere yi na wode ahenni no resan asi hɔ ama Israel anaa?”—Aso. 1:6. w18.06 4 ¶3-4
Wukuda, November 18
Ogyimfo gye nsɛm nyinaa di.—Mmeb. 14:15.
Sɛ yɛte Yehowa nkurɔfo ho asɛm bi a, ehia sɛ yɛyɛ ahwɛyiye pa ara. Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ Satan toto Onyankopɔn asomfo anokwafo ano. (Adi. 12:10) Enti, Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ nkurɔfo a wɔmpɛ yɛn asɛm ‘bedi atoro aka asɛmmɔne biara’ ato yɛn so. (Mat. 5:11) Sɛ yɛfa saa kɔkɔbɔ no aniberesɛm, na yɛte sɛ nkurɔfo reka Yehowa asomfo ho asɛm yayaayaw a, ɛrenyɛ yɛn nwonwa. Woyɛ obi a wotaa de e-mail ne text message kɔma wo nnamfo ne nkurɔfo a wunim wɔn anaa? Sɛ saa a, ɛnde sɛ wuhu asɛm foforo bi a nsɛm ho amanneɛbɔfo de ato gua anaa wote asɛm bi a, anhwɛ a wobɛyɛ w’ade sɛ ɔsɛnkyerɛwfo bi a ɔpɛ sɛ odi kan de asɛm a obiara repɛ atie to gua. Nanso, ansa na wode text message anaa e-mail bɛkɔ akɔma obi no, bisa wo ho sɛ: ‘Migye di pa ara sɛ asɛm a mede rekɔma nkurɔfo yi yɛ nokware? Minim nokware a ɛwɔ asɛm no mu pa ara?’ Sɛ wo tirim nteɛ wo a, anhwɛ a w’ani bɛba wo ho so no na woapete atosɛm wɔ yɛn nuanom mu. Enti, sɛ w’adwene nsi wo pi a, popa, mfa nkɔma obiara. w18.08 3 ¶3; 4 ¶6-7
Yawda, November 19
Monkɔ so mma na nkurɔfo ama mo.—Luka 6:38.
Yesu pɛ sɛ yeyi yɛn yam yɛ papa na yɛn ani gye. Sɛ yeyi yɛn yam yɛ papa a, nkurɔfo pii kyerɛ ho anisɔ. Ɛwom, yeyi yɛn yam yɛ papa a, ɛnyɛ obiara na ɔkyerɛ ho anisɔ, nanso sɛ ebinom kyerɛ ho anisɔ a wɔn nso tumi yi wɔn yam yɛ afoforo papa. Enti, sɛ wuyi wo yam yɛ papa na nkurɔfo kyerɛ ho anisɔ oo, wɔankyerɛ ho anisɔ oo, wo de, kɔ so yɛ. Sɛ wuyi wo yam yɛ papa baako pɛ a, wunnim adepa a ebetumi afi mu aba. Nnipa a woyi wɔn yam ankasa yɛ papa no, ɛyɛ a wɔnhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛyɛ bi atua wɔn ka. Wei na na ɛwɔ Yesu adwenem. Ɔkaa sɛ: “Sɛ woto pon a, to nsa frɛ ahiafo, mmubuafo, mpakye, ne anifuraefo; na wubenya anigye, efisɛ wɔn de wonni biribiara a wɔde betua wo so ka.” (Luka 14:13, 14) Bible kyerɛwfo bi kaa sɛ, “Nea ohu mmɔbɔ [anaa nea ne yam ye] no benya nhyira.” Bible kyerɛwfo foforo kaa sɛ: “Anigye ne nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ.” (Mmeb. 22:9; Dw. 41:1) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ papa, efisɛ yɛboa afoforo a, yɛn ani gye pa ara. w18.08 21-22 ¶15-16
Fida, November 20
Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ.—Mmeb. 3:5, 6.
Ɛnnɛ, esiane sɛ yɛtɔ sin, na nsɛm a yɛte dodow no ara nni mũ, na ɛnyɛ nokware turodoo nti, ɛyɛ den sɛ yebehu nokware a ɛwɔ asɛm bi mu na yɛasusuw nsɛm ho yiye. Ɛwom sɛ ɛyɛ den de, nanso dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ayɛ wei? Ɛsɛ sɛ yehu Bible nnyinasosɛm na yɛde yɛ adwuma. Nnyinasosɛm baako ne sɛ, sɛ obi bua asɛm ansa na wate a, ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no. (Mmeb. 18:13) Bible nnyinasosɛm foforo nso kae yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yegye nsɛm nyinaa di bere a yɛrenhwehwɛ mu. (Mmeb. 14:15) Nea etwa to, sɛ yɛyɛ Kristofo a yɛn ho akokwaw sɛ dɛn ara mpo a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa yɛn ho anto yɛn ankasa ntease so. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛde nsɛm bi a yenya fii baabi a yegye di sɛ nsɛm a ɛwɔ hɔ yɛ nokware sisi gyinae pa a, Bible mu nnyinasosɛm bɛboa yɛn. w18.08 7 ¶19
Memeneda, November 21
So yɛremfa yɛn ho nhyɛ yɛn honhom mu Agya no ase?—Heb. 12:9.
Sɛ yɛbɔ asu a, yɛde to gua ma obiara hu sɛ yɛyɛ Yehowa dea, na yɛpɛ sɛ yetie no. Yesu yɛɛ biribi a ɛte saa. Bere a ɔbɔɔ asu no, na ɛte sɛ nea ɔreka akyerɛ Yehowa sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, O me Nyankopɔn.” (Dw. 40:7, 8) Bere a Yesu bɔɔ asu no, dɛn na Yehowa yɛe? Bible ka sɛ: “Ɔbɔɔ Yesu asu wiei no ara pɛ na ofii nsu no mu puei, na hwɛ! ɔsoro buei, na ohuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian aba no so te sɛ aborɔnoma. Afei hwɛ! Nne bi fi soro kaa sɛ: ‘Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.’” (Mat. 3:16, 17) Ɛwom sɛ na Yesu yɛ n’Agya a ɔwɔ soro no dea dedaw de, nanso Yehowa ani gyei bere a ohui sɛ ne Ba no afi ne pɛ mu sɛ ɔbɛyɛ Yehowa nkutoo apɛde no. Saa ara na Yehowa ani gye ho sɛ obegye yɛn ahosohyira atom, na obehyira yɛn de ahyɛ yɛn anuonyam.—Dw. 149:4. w18.07 23 ¶4-5
Kwasida, November 22
Ɔbotan yi mu na yɛmma nsu mfi mma mo anaa?—Num. 20:10.
Bere a Mose kaa sɛ “yɛmma” no, ebetumi aba sɛ na ɔrekyerɛ sɛ ɔno ne Aaron. Saa asɛm no kyerɛ sɛ, na Mose mmu Yehowa koraa sɛ ɔno pa ara na Ɔyɛɛ anwonwade no. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Dwom 106:32, 33 a, ebetumi aba sɛ nea yɛreka yi yɛ nokware. Ɛhɔ ka sɛ: “Wogyigyee no wɔ Meriba nsu ho, na wɔn nti, ewiee Mose bɔne. Wɔhyɛɛ ne honhom ahometew, ma enti ɔkasae basabasa.” (Num. 27:14) Sɛnea ɛte biara no, nea Mose yɛe no, wamfa anuonyam amma Yehowa. Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: ‘Motew atua wɔ ahyɛde a mede mae no ho.’ (Num. 20:24) Ná ɛyɛ bɔne a emu yɛ duru! Bere bi a atwam no, Yehowa kaa sɛ ɔremma Israelfo awo ntoatoaso bi nkɔ Kanaan asase so efisɛ wɔtew atua. (Num. 14:26-30, 34) Enti na ɛteɛ, na na ɛfata nso sɛ bere a Mose tew atua no, Yehowa de asotwe koro no ara bi maa no. Yehowa amma Mose ankɔ Bɔhyɛ Asase no so. w18.07 14 ¶9, 12; 15 ¶13
Dwoda, November 23
Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa anaasɛ wonyɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.—Rom. 14:21.
Sɛ wuhu sɛ, sɛ woyɛ nneɛma bi a wowɔ hokwan sɛ woyɛ na ebetumi ato onua bi a ɛsono n’ahonim hintidua a, wo koma bɛka wo ama woagyae anaa? Akyinnye biara nni ho sɛ wubegyae. Yɛn nuanom binom wɔ hɔ a, ansa na wɔrehu nokware no, na wɔwe nsã. Nanso, seesei wɔasi gyinae sɛ wɔrennom nsã bio. Yɛn mu biara nni hɔ a n’ani begye ho sɛ ɔbɛyɛ biribi ama apiapia onua bi ama wasan akɔyɛ biribi a ebedi no awu! (1 Kor. 6:9, 10) Enti, sɛ onua bi a wabɛsra yɛn ka sɛ ɔrennom nsã a, ɛrenkyerɛ ɔdɔ sɛ yebepiapia no ama wanom. Bere a aberante Timoteo nnya nnii mfe 20 anaa odii mfe 20 ne kakra no, nea ɛbɛyɛ na ɔrento Yudafo a na ɔrekɔka asɛmpa no akyerɛ wɔn hintidua nti, ɔpenee so ma wotwaa no twetia ɛmfa ho sɛ na ɛyɛ yaw. Ná Timoteo suban te sɛ ɔsomafo Paulo. (Aso. 16:3; 1 Kor. 9:19-23) Sɛnea Timoteo yɛe no, wo nso wopɛ sɛ wode nneɛma bi bɔ afɔre na ɛboa afoforo anaa? w18.06 18-19 ¶12-13
Benada, November 24
Mɛdan aman no ano ma wɔaka kasa kronn.—Sef. 3:9.
Nnipa a Yehowa ma kwan ma wɔbɛka ne honhom fam abusua ho no, ɔno ankasa na ɔtwe wɔn; wɔn a wɔwɔ koma pa no, ɔtwe wɔn nkakrankakra ba nokware som mu. (Yoh. 6:44) Sɛ wuhyia obi a onni nokware no mu bere a edi kan a, dɛn na wunim fa ne ho? Sɛ ne din ne sɛnea ɔte wɔ nipaduam da nkyɛn a, ebia wunnim no ahe biara. Nanso, da a wubedi kan ahyia obi a onim Yehowa na ɔdɔ no no, ɛyɛ soronko. Sɛ ɛsono ɔman a onii no fi mu, ntetee a onyae, abusua a ofi mu, anaa n’amammerɛ mpo a, wunim ne ho nsɛm pii dedaw, na ɔno nso nim wo ho nsɛm pii! Sɛ wuhyia Ɔdansefo a wunhyiaa no da a, ntɛm ara wubehu “kasa” a mo mu biara ka; ɛno ne “kasa kronn,” anaa nokware no. Ɛno nti, mo mu biara nim nea ne yɔnko gye di. Ebi ne sɛ, mugye Onyankopɔn di, mode nnyinasosɛm baako na ɛbɔ mo bra, na mowɔ daakye ho anidaso koro. Weinom yɛ nneɛma a ɛho hia pa ara sɛ wuhu fa obi ho. Saa nneɛma yi na ɛma wunya obi mu ahotoso na ɛma wugye no di, na afei nso ɛboa ma mutumi fa adamfo denneennen afebɔɔ. w18.12 21 ¶9-10
Wukuda, November 25
Sɛ wɔantwa mo twetia . . . a, muntumi nnya nkwa.—Aso. 15:1.
Kristo kyerɛɛ akwankyerɛ kuw no kwan ma wɔkyerɛɛ mu fann sɛ enhia sɛ Kristofo a wɔnyɛ Yudafo no twa twetia. (Aso. 15:19, 20) Nanso bere a wosii saa gyinae yi akyi mfe pii no, Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo no kɔɔ so twaa wɔn mmabarima twetia. Nanso, ebia yɛbɛka sɛ, ‘Adɛn nti na Yesu anhwɛ amma wɔansiesie twetiatwa ho asɛm no na edii bere tenten saa?’ (Kol. 2:13, 14) Ebinom wɔ hɔ a, egye bere ansa na wɔagye ntease foforo bi atom. Ná ehia sɛ Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo no nya bere de teɛteɛ wɔn adwene. (Yoh. 16:12) Ná ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛte ase sɛ saa bere no, na enhia sɛ obi twa twetia ansa na ɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ soronko. (Gen. 17:9-12) Ebinom nso de, na wosuro sɛ Yudafo no bɛtaa wɔn, enti na wɔmpɛ sɛ wɔyɛ soronko wɔ Yudafo no mu. (Gal. 6:12) Nanso, bere bi akyi no, Kristo nam nkrataa a Paulo kyerɛwee so de akwankyerɛ foforo mae.—Rom. 2:28, 29; Gal. 3:23-25. w18.10 24-25 ¶10-12
Yawda, November 26
Kaiafa na otuu Yudafo no fo sɛ eye ma wɔn sɛ onipa biako bewu ama ɔman no.—Yoh. 18:14.
Anadwo dasum na Kaiafa somaa asraafo sɛ wɔnkɔkyere Yesu. Ná Yesu nim pɔw bɔne a ɛyɛ aniwu yi, enti bere a etwa to a ɔne n’asomafo no didii no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmpɛ nkrante. Ná Yesu betumi de nkrante mmienu aboa wɔn ama wɔasua biribi titiriw bi. (Luka 22:36-38) Saa anadwo no ara, Petro de nkrante kɔɔ basabasayɛfo a na wɔrebɛkyere Yesu no baako so. Akyinnye biara nni ho sɛ, Petro bo fuwii sɛ wɔkɔkyeree Yesu anadwo, efisɛ na ɛyɛ atɛnkyea. (Yoh. 18:10) Nanso Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “San fa wo nkrante no hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa bewu nkrante ano.” (Mat. 26:52, 53) Asuade titiriw bɛn na Yesu maa n’asuafo no nyae? Ɔma wohui sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wiase no fã. Wei na na Yesu adi kan abɔ ho mpae saa anadwo no. (Yoh. 17:16) Ntɛnkyea ho asɛm de, ɛsɛ sɛ yegyae ma Onyankopɔn. Yɛyɛ saa a, yɛma asomdwoe ne baakoyɛ kɔ so tena yɛn mu. Sɛ Yehowa hwɛ sɛnea wiase no mu apaapae, na ohu baakoyɛ a ɛwɔ ne nkurɔfo mu a, n’ani gye pa ara.—Sef. 3:17. w18.06 7 ¶13-14, 16
Fida, November 27
Ɔtweaseɛ no bo fuw ɔbea no, na ɔne ɔbea no asefo a aka . . . no kɔkoe.—Adi. 12:17.
Nneɛma a Satan de sum yɛn afiri akyi no, ɔyɛ n’adwene nso sɛ obehunahuna yɛn ama yɛabu Yehowa ahyɛde so. Sɛ nhwɛso no, obetumi apiapia aban ahorow ama wɔabara asɛnka adwuma a yɛyɛ no. Anaa Bible mu nsɛm a yɛde bɔ yɛn bra nti, obetumi ama yɛn mfɛfo adwumayɛfo anaa sukuufo adi yɛn ho fɛw. (1 Pet. 4:4) Obetumi nso ama yɛn abusuafo bi a wɔwɔ adwempa asiw yɛn kwan sɛ wɔremma yɛnkɔ asafo nhyiam. (Mat. 10:36) Ɛba saa a, dɛn na yɛbɛyɛ? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ asɛm a ɛte saa betumi asi, efisɛ Satan ne yɛn reko. (Adi. 2:10) Afei nso, ɛsɛ sɛ yehu nea enti pa ara a nsɛm a ɛte saa sisi. Satan kyerɛ sɛ, sɛ yɛn ho nkyere yɛn a ɛnna yɛsom Yehowa. Ɔka sɛ, sɛ yɛkɔ ahokyere mu a yɛbɛdan yɛn akyi akyerɛ Onyankopɔn. (Hiob 1:9-11; 2:4, 5) Nea etwa to, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so ma ɔhyɛ yɛn den na ama yɛatumi agyina ɔhaw no ano. Momma yɛnkae sɛ, Yehowa rempa yɛn da.—Heb. 13:5. w18.05 26 ¶14
Memeneda, November 28
Wunnim nea ɛbɛyɛ yiye.—Ɔsɛnk. 11:6.
Sɛ ɛyɛ yɛn sɛ Ahenni no ho asɛm a yɛreka no nka nkurɔfo koma mpo a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ aba a yɛregu no nnya wɔn so tumi biara. Ɛwom, nnipa pii ntie yɛn, nanso wɔhwɛ yɛn. Wohu sɛ yesiesie yɛn ho kama, yɛwɔ suban pa, na yɛn anim tew. Bere rekɔ so no, ebia wɔn mu bi hwɛ yɛn abrabɔ a, ɛbɛma wɔahu sɛ adwene a ɛnteɛ a wɔanya wɔ yɛn ho no nte saa. Sergio ne Olinda yɛ akwampaefo. Wɔka sɛ: “Eduu bere bi no, na yɛyare, enti na yɛnkɔ baabi a yɛkɔyɛ asɛnka adwuma no. Bere a yɛsan kɔe no, nkurɔfo retwam a na wobisa sɛ, ‘Mokɔɔ he? Yɛafe mo.’” Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ‘yɛanyi yɛn nsa amfi’ Ahenni aba a yɛregu no ho a, na yɛreboa pa ara ama wɔadi “amanaman nyinaa adanse.” (Mat. 24:14) Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛn ani begye pa ara efisɛ yenim sɛ Yehowa ani sɔ nea yɛreyɛ no. Yehowa dɔ wɔn a “wɔde boasetɔ sow aba” nyinaa!—Luka 8:15. w18.05 16 ¶16-18
Kwasida, November 29
Nhyira nka . . . Nyankopɔn a . . . ɔkyekye yɛn werɛ [anaa ɔhyɛ yɛn nkuran] yɛn ahohia nyinaa mu.—2 Kor. 1:3, 4.
Efi bere a nnipa yɛɛ bɔne na wɔtɔɔ sin no, Yehowa akyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ nkuran. Bere a Adam ne Hawa tew atua wɔ Eden akyi pɛɛ no, Yehowa maa Adam asefo a wɔbɛba akyiri yi huu nea enti a na ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn abam bu. Sɛ na adesamma te nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no ase a, na ɛbɛma wɔanya anidaso sɛ ɔkwan biara so wɔbɛsɛe “ɔwɔ dedaw no,” Satan Ɔbonsam, ne ne nnwuma bɔne nyinaa. (Adi. 12:9; 1 Yoh. 3:8) Ná Yehowa somfo Noa te wiase bɔne bi mu; ná ɔne n’abusua nko ara na wɔsom Yehowa. Wohwɛ sɛnea na basabasayɛ ne ɔbrasɛe atwa Noa ho ahyia no a, anka n’abam betumi abu. (Gen. 6:4, 5, 9, 11; Yuda 6) Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔrebɛsɛe saa wiase bɔne no, na ɔkyerɛɛ no nea ɔnyɛ na ama ɔne n’abusua anya nkwa. (Gen. 6:13-18) Yehowa maa Noa hui sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ nkuran. w18.04 15 ¶1-2
Dwoda, November 30
Monkɔ so nkyekye mo ho mo ho werɛ na monhyehyɛ mo ho den, sɛnea moreyɛ no ara.—1 Tes. 5:11.
Sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛrentumi nhyɛ afoforo nkuran efisɛ yennim nkɔmmɔ bɔ papa a, ɛyɛ mfomso. Ɛnyɛ den sɛ yɛbɛhyɛ afoforo nkuran; ebia nea ehia ara ne sɛ yɛbɛserew bere a yɛrekyia obi. Sɛ onii no anserew ankyerɛ yɛn a, ebetumi aba sɛ ebia na biribi haw no. Enti sɛ yetie no kɛkɛ mpo a, ebetumi akyekye ne werɛ. (Yak. 1:19) Sɛ onua anaa onuawa bi hia awerɛkyekye a, yɛn nyinaa betumi ahyɛ no nkuran. Ɔhene Solomon kyerɛwee sɛ: “Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛsɛ mu de, O hwɛ sɛnea eye! Aniwa a ɛhyerɛn ma koma di ahurusi; amanneɛbɔ pa ma nnompe yɛ akɛse.” (Mmeb. 15:23, 30) Paulo ma yehu sɛ, sɛ yɛbom to Ahenni dwom bi mpo a, ebetumi ahyɛ yɛn nkuran. (Aso. 16:25; Kol. 3:16) Yehu sɛ Yehowa da no “rebɛn” a, ebehia pa ara sɛ yɛhyehyɛ yɛn ho nkuran.—Heb. 10:25. w18.04 23 ¶16; 24 ¶18-19