Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es20 kr. 118-128
  • December

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • December
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Benada, December 1
  • Wukuda, December 2
  • Yawda, December 3
  • Fida, December 4
  • Memeneda, December 5
  • Kwasida, December 6
  • Dwoda, December 7
  • Benada, December 8
  • Wukuda, December 9
  • Yawda, December 10
  • Fida, December 11
  • Memeneda, December 12
  • Kwasida, December 13
  • Dwoda, December 14
  • Benada, December 15
  • Wukuda, December 16
  • Yawda, December 17
  • Fida, December 18
  • Memeneda, December 19
  • Kwasida, December 20
  • Dwoda, December 21
  • Benada, December 22
  • Wukuda, December 23
  • Yawda, December 24
  • Fida, December 25
  • Memeneda, December 26
  • Kwasida, December 27
  • Dwoda, December 28
  • Benada, December 29
  • Wukuda, December 30
  • Yawda, December 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2020
es20 kr. 118-128

December

Benada, December 1

Wɔyɛɛ no mmɔbɔ.​—Mar. 6:34.

Yesu suban a ɛka koma pa ara no, emu baako ne sɛnea otumi te ɔhaw a nnipa a yɛnyɛ pɛ refa mu ase no. Bere a Yesu wɔ asase so no, otumi ne ‘wɔn a na wɔredi ahurusi dii ahurusi,’ na ‘ɔne wɔn a wɔresu nso sui.’ (Rom. 12:15) Ɛho nhwɛso ni. Bere a n’asuafo 70 kɔyɛɛ asɛnka adwuma no na wɔde anigye san bae no, ‘anigye hyɛɛ Yesu mã denam honhom kronkron so.’ (Luka 10:17-21) Nanso, bere a Yesu hui sɛ Lasaro awu a n’adɔfo redi awerɛhow no, “osii apini na ne ho yeraw no.” (Yoh. 11:33) Dɛn na ɛboaa onipa a ɔyɛ pɛ yi ma ohuu nnipa a wɔnyɛ pɛ mmɔbɔ na onyaa ayamhyehye saa maa wɔn? Nea edi kan koraa no, na Yesu dɔ nnipa. ‘Nnipa mma ho nsɛm na na ɛda Yesu koma so.’ (Mmeb. 8:31) Ɔdɔ a Yesu wɔ ma nnipa no kaa no ma ohuu nnipa adwene yiye. Ɔsomafo Yohane kaa sɛ: ‘Ná onim nea ɛwɔ onipa mu.’​—Yoh. 2:25. w19.03 20 ¶1-2

Wukuda, December 2

Fa wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.​—Hiob 1:11.

Satan tuu n’ani sii Hiob agyapade so ma ɔhweree n’ahode nyinaa, ne nkoa wuwui, na ɔmaa ne din sɛee wɔ ne nkurɔfo mu. Otuu n’ani sii Hiob abusua so kunkum ne mma du a wɔda ne koma so. Afei, Satan tuu n’ani sii Hiob nipadua so ma ɔyaree; ɔmaa mpɔmpɔ bɔne bobɔɔ no fi ne tirim kosii ne nan ase. Ná Hiob yere adwene atu afra, na na awerɛhow ahyɛ no mã; ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ onnyaa ne mũdi mu na ɔnnome Onyankopɔn na onwu. Eduu baabi no, na Hiob ankasa mpo pɛ sɛ owu, nanso ɔkɔɔ so kuraa ne mũdi mu. Afei Satan faa ɔkwan foforo so tuu n’ani sii Hiob so. Ɔfaa mmarima mmiɛnsa a na wɔyɛ Hiob nnamfo so. Mmarima no kɔsraa Hiob, na wodii ne nkyɛn nna kakra, nanso wɔanka awerɛkyekyesɛm biara ankyerɛ no. Mmom, wɔkasa tiaa Hiob yayaayaw twiw n’anim. Wɔkyerɛe sɛ Onyankopɔn na wama Hiob rehu amane, na ne mũdi mu a obekura ho nhia Onyankopɔn. Wɔkyerɛe mpo sɛ Hiob yɛ onipa bɔne, na nea ato no no, ɛfata!​—Hiob 1:13-22; 2:7-11; 15:4, 5; 22:3-6; 25:4-6. w19.02 4 ¶7-8

Yawda, December 3

Yehowa suro ne nyansa mfiase.​—Dw. 111:10.

Osuro bi wɔ hɔ a eye ma yɛn. Ebi ni. Ɛsɛ sɛ yesuro sɛ yɛbɛyɛ biribi a Yehowa ani nnye ho. Sɛ Adam ne Hawa nyaa osuro a ɛte saa a, anka wɔantew Yehowa so atua. Nanso, wɔtew atua. Bere a wɔtew atua no, wɔn ani buei. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, wobehui pa ara sɛ wɔyɛ abɔnefo. Nea wotumi de maa wɔn mma ara ne bɔne ne owu. Esiane sɛ wohui sɛ wɔabu Onyankopɔn mmara so nti, wɔfɛree sɛ wɔda adagyaw, na wɔkataa wɔn ho. (Gen. 3:7, 21) Ehia sɛ yenya Yehowa ho suro pa, nanso ɛnsɛ sɛ yesuro owu boro so. Yehowa abue kwan bi ama yɛn a yebetumi afa so anya daa nkwa. Sɛ yɛyɛ bɔne bi na yenu yɛn ho pa ara a, Yehowa de yɛn bɔne no bɛkyɛ yɛn. Ne Ba no agyede afɔre no mu gyidi a yɛwɔ nti, ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. Ade titiriw baako a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi ne sɛ yebehyira yɛn nkwa so ama Onyankopɔn na yɛabɔ asu.​—1 Pet. 3:21. w19.03 5-6 ¶12-13

Fida, December 4

Enti wɔn mu biara anka, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.​—Num. 26:65.

Ná Israelfo no wɔ nea enti pa ara a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ. Bere a Yehowa de Ɔhaw Du baa Egyptfo so no, ogyee Israelfo fii nkoasom mu. Ɛno akyi no, Onyankopɔn sɛee Egypt asraafodɔm no nyinaa wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu, na ogyee Israelfo no fii amanehunu mu. Israelfo no ani sɔɔ nea Yehowa yɛ maa wɔn no araa ma wɔtoo nkonimdi dwom de yii no ayɛ. Nanso, wɔkɔɔ so kyerɛɛ nneɛma ho anisɔ anaa? Bere a Israelfo no hyiaa nsɛnnennen foforo no, ankyɛ na wɔn werɛ fii nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama wɔn no nyinaa. Saa bere no, wɔkyerɛe sɛ wɔyɛ bonniayɛ. (Dw. 106:7) Dɛn na wɔyɛe? Bible ka sɛ: “Israel asafo no nyinaa fii ase nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron.” Sɛ yɛbɛka pa ara a, Yehowa mmom na wonwiinwii tiaa no. (Ex. 16:2, 8) Yehowa ani annye sɛ ne nkurɔfo ankyerɛ anisɔ. Akyiri yi, ɔkaa sɛ saa Israelfo awo ntoatoaso no nyinaa bewuwu sare no so, gye Yosua ne Kaleb.​—Num. 14:22-24. w19.02 17 ¶12-13

Memeneda, December 5

Midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu.​—Mat. 11:29.

Yesu antwe adwene amma ne ho so anka sɛ wɔnyɛ biribi kyenkyenenn mfa nkae ne wu. Mmom, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ afe biara wɔnyɛ nhyiam tiawa bi pɛnkoro mfa nkae no. (Yoh. 13:15; 1 Kor. 11:23-25) Saa nhyiam a ɛyɛ tiawa nanso ɛfata no ma yehu sɛ na Yesu nyɛ ahomaso. Yɛn soro Hene no wɔ suban pa pii, na ɛyɛ yɛn anigye sɛ ahobrɛase ka ho. (Filip. 2:5-8) Dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua Yesu ahobrɛase? Ɛne sɛ, yebedwen afoforo ahiade ho asen yɛn ankasa de. (Filip. 2:3, 4) Yɛnhwɛ nea Yesu yɛe anadwo a etwa to wɔ n’asase so asetena mu no. Ná Yesu nim sɛ ɛrenkyɛ na wɔakum no yayaayaw; nanso na odwen n’asomafo anokwafo no ho pa ara efisɛ na ɛrenkyɛ na wɔadi ne ho awerɛhow. Enti, anadwo a etwa to no, Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn, ɔhyɛɛ wɔn nkuran, na ɔkaa wɔn koma too wɔn yam. (Yoh. 14:25-31) Yesu ahobrɛase nti, ɔmaa nkurɔfo hui sɛ odwen wɔn ahiade ho pa ara sen ɔno ankasa de. Hwɛ nhwɛso pa a ɔyɛ maa yɛn! w19.01 21 ¶5-6

Kwasida, December 6

O Yehowa, mesrɛ wo, ma w’ani nsɔ m’anom ayɛyɛde.​—Dw. 119:108.

Bere biara a wobɛyɛ w’adwene sɛ wobɛma wo nsa so ama mmuae no, ɛyɛ a wo yam hyehye wo anaa? Sɛ saa a, ɛnyɛ wo nko ara na ɛyɛ wo saa. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛn mu dodow no ara rema mmuae a, ɛyɛ a ehu ka yɛn kakra. Nokwarem no, saa suro no yɛ adepa. Ɛkyerɛ sɛ, wowɔ ahobrɛase, na wubu afoforo sɛ wɔkyɛn wo. Yehowa ani gye saa suban no ho. (Dw. 138:6; Filip. 2:3) Nanso, Yehowa pɛ sɛ wuyi no ayɛ, na wohyɛ wo nuanom nkuran wɔ asafo nhyiam ase. (1 Tes. 5:11) Yehowa dɔ wo, na ɔbɛma wo akokoduru a wode bɛma mmuae. Yɛnhwɛ Bible mu nsɛm bi a ebetumi aboa yɛn. Bible ka sɛ yɛn nyinaa di mfomso wɔ nsɛm a yɛka ne sɛnea yɛkasa mu. (Yak. 3:2) Yehowa nhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ pɛ, na saa ara na yɛn nuanom nso nhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ pɛ. (Dw. 103:12-14) Wɔyɛ yɛn nuanom Kristofo, na wɔdɔ yɛn. (Mar. 10:29, 30; Yoh. 13:35) Wonim sɛ ɛtɔ da na yɛma mmuae a, yentumi nka no sɛnea anka yɛpɛ sɛ yɛka no no. w19.01 8 ¶3; 10-11 ¶10-11

Dwoda, December 7

Kae wo Bɔfo Kɛse no, wo mmeranteberem.​—Ɔsɛnk. 12:1.

Ɛnnɛ wiase yi mu no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bɛyɛ saa bere nyinaa, nanso wubetumi ayɛ. Yehowa pɛ sɛ esi wo yiye wɔ w’asetena mu na wo koma tɔ wo yam. Onyankopɔn bɛboa wo ama woakae no wɔ wo mmabunberem ne wo nkwa nna nyinaa mu. Nhwɛso bi ni. Yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi Bɔhyɛ Asase no a Israelfo ko fae no mu. Bere a Israelfo rebɛn Bɔhyɛ Asase no, Onyankopɔn anka ankyerɛ wɔn sɛ wɔntete wɔn ho yiye mma akodi. (Deut. 28:1, 2) Mmom, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ehia sɛ wodi n’ahyɛde so na wɔde wɔn ho to no so. (Yos. 1:7-9) Nnipa ani so no, na ɛte sɛ nea ntease nni saa afotu no mu! Nanso, na ɛno ne afotu a eye pa ara, efisɛ Yehowa maa ne nkurɔfo dii Kanaanfo so nkonim mpɛn pii. (Yos. 24:11-13) Ehia sɛ obi nya gyidi na ama watumi ayɛ osetie ama Onyankopɔn, nanso sɛ obi nya gyidi a ɛte saa a, esi no yiye bere nyinaa. Saa nokwasɛm yi nsesa da. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, ɛyɛ nokware. w18.12 25 ¶3-4

Benada, December 8

Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.​—Yoh. 6:68.

Bible mu asɛm bi ho ntease foforo a yɛanya na ato ebinom hintidua nnɛ. Afoforo de, wɔde wɔn ho akɔbɔ awaefo ne asɔretiafo a wɔkasa tia yɛn nkyerɛkyerɛ. Ɛno nti, ebinom ahyɛ da ‘awae’ afi Yehowa ne asafo no ho. (Heb. 3:12-14) Sɛ wɔkɔɔ so kuraa wɔn gyidi mu, ɛnna wɔkɔɔ so nyaa Yesu mu ahotoso sɛnea ɔsomafo Petro yɛe no a, anka eye pa ara! Afoforo de nkakrankakra afi nokware no mu; ebia wɔanhu sɛ na wɔrefi nokware no mu mpo. Obi a ofi nokware no mu nkakrankakra no yɛ n’ade te sɛ ɔkorow bi a ɛde nkakrankakra fi nsu ano. Bible ka nsakrae a ɛba nkakrankakra saa no ho asɛm sɛ onii no ‘retwe ne ho.’ (Heb. 2:1) Obi a ɔwae fi nokware no ho no hyɛ da na ɔyɛ saa, nanso obi a ɔtwe ne ho fi nokware no ho de, ɔnhyɛ da. Onipa a ɔte saa ma ɔne Yehowa ntam yɛ basaa, na anhwɛ a ɔne ne ntam bɛsɛe koraa. w18.11 9 ¶5-6

Wukuda, December 9

Wo man betu wɔn ho ama koraa.​—Dw. 110:3.

Wopɛ sɛ wunya ntetee foforo na ama woatumi ayɛ wo som adwuma yiye anaa? Sɛ saa na wopɛ a, wubetumi abisa kwan akɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu. Saa sukuu no tete anuanom mmarima ne mmea a wɔn ho akokwaw a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atrɛw wɔn som adwuma mu. Wɔn a wobisa kwan sɛ wɔbɛkɔ saa sukuu yi bi no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ krado sɛ, sɛ wowie sukuu no a, baabiara a wɔde wɔn bɛkɔ no, wɔbɛkɔ. W’ani gye ho sɛ wobɛfa saa kwan yi so ayɛ pii wɔ Yehowa som mu anaa? (1 Kor. 9:23) Esiane sɛ yɛyɛ Yehowa nkurɔfo nti, da biara da yedwen afoforo ho. Ɛma yɛyɛ wɔn papa, yɛyɛ wɔn yiye, na yɛda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛma yɛn ani gye, na yenya asomdwoe. (Gal. 5:22, 23) Tebea biara a wowom no, sɛ wusuasua Yehowa ayamye, na wokɔ so yɛ Yehowa yɔnko dwumayɛni a ɔsom bo a, w’ani begye pa ara!​—Mmeb. 3:9, 10. w18.08 27 ¶16-18

Yawda, December 10

Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.​—Mat. 19:6.

Ebia obi bebisa sɛ, ‘Biribi wɔ hɔ a Kristoni bi betumi agyina so agyae aware na wasan aware bio anaa?’ Yesu kyerɛɛ n’adwene wɔ awaregyae ho. Ɔkaa sɛ: “Obiara a obegyaa ne yere asan aware foforo no asɛe aware, na sɛ ɔbea bi gyaa ne kunu na ɛno akyi ɔware foforo a, wasɛe aware.” (Mar. 10:11, 12; Luka 16:18) Enti, Yesu dii aware ni, na na ɔpɛ sɛ afoforo nso yɛ saa. Sɛ ɔbarima bi gyina asɛm biara so gyae ne yere a odi no nokware (anaa ɔbea bi gyina asɛm biara so gyae ne kunu a odi no nokware) aware, na ɔsan kɔware onipa foforo a, wasɛe aware. Saa asɛm yi yɛ nokware, efisɛ sɛ obi gyae ne hokafo a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ aware no agu. Onyankopɔn ani so de, wɔn mmienu da so ara yɛ “ɔhonam koro.” Afei nso, Yesu kaa sɛ, sɛ ɔbarima bi gyae ne yere a ɔnyɛɛ bɔne biara aware a, ebetumi ama ɔbea no asɛe aware. Ɛbɛyɛ dɛn na aba saa? Saa bere no, ɔbea a wɔagyae no aware no betumi ate nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔsan ware sɛnea ɛbɛyɛ a obenya ɔbarima bi ahwɛ no. Sɛ ɔbea no san ware a, wasɛe aware. w18.12 11 ¶8-9

Fida, December 11

Mɛkɔ so agyina m’awɛnee.​—Hab. 2:1.

Nkɔmmɔ a Habakuk ne Yehowa bɔe no maa Habakuk nyaa akomatɔyam. Enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ so anya ahotoso atwɛn Yehowa akosi sɛ ɔbɛkeka ne ho. Asɛm a Habakuk kae no, ɛnyɛ sɛ ɛbaa ne tirim ara na ɔkae, efisɛ sɛnea na wayɛ n’adwene no, ɔsan kaa ho asɛm akyiri yi sɛ ‘ɔbɛyɛ dinn atwɛn ahohia da’ no. (Hab. 3:16) Gyinae a Habakuk sii no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Nea edi kan, ɔhaw biara a yebehyia no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ Yehowa mpae na yɛka ho asɛm kyerɛ no daa. Nea ɛto so mmienu, nea Yehowa nam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde no so ka kyerɛɛ yɛn no, ɛsɛ sɛ yetie. Nea ɛto so mmiɛnsa, ɛsɛ sɛ yenya abotare twɛn Yehowa, na yenya ne mu ahotoso koraa sɛ, ɛyaw biara a yɛrefa mu no, sɛ n’ankasa ne bere so a obeyi afi hɔ. Sɛ yɛkɔ so ka yɛn tirim asɛm kyerɛ Yehowa, yetie no, na yɛtwɛn no sɛnea Habakuk yɛe no a, yɛn nso yɛn koma bɛtɔ yɛn yam. Wei bɛboa yɛn ama yɛatumi agyina ɔhaw biara ano. Anidaso a yɛwɔ no bɛma yɛanya abotare pii, na ɛbɛboa yɛn ama yɛadi ahurusi ɛmfa ho amanehunu biara a yebehyia. Anidaso a yɛwɔ bɛma yɛanya ahotoso sɛ yɛn soro Agya no bɛyɛ nea ɛrekɔ so no ho biribi.​—Rom. 12:12. w18.11 15-16 ¶11-12

Memeneda, December 12

Mepɛ sɛ mmea de fɛre ne adwenemtew hyɛ ntade a ɛfata.​—1 Tim. 2:9.

Dɛn ne adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ afoforo a yɛbɛto wɔn hintidua ho? Yesu kaa sɛ: “Obiara a ɔbɛto nkumaa a wogye di yi mu biako hintidua no, anka eye ma no mmom sɛ wɔde owiyammo a afurum twe bɛsɛn ne kɔn mu de no akɔto po mu.” (Mar. 9:42) Saa asɛm yi yɛ aniberesɛm pa ara! Esiane sɛ Yesu te sɛ n’Agya pɛpɛɛpɛ nti, yebetumi aka pa ara sɛ, sɛ obi hyɛ da to Yesu akyidifo no bi hintidua a, Yehowa fa no aniberesɛm pa ara. (Yoh. 14:9) Adwene a Yehowa ne Yesu wɔ no, yɛwɔ bi anaa? Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ bi? Yɛmfa no sɛ, yɛn ani gye atade bi ho anaa yɛpɛ sɛ yesiesie yɛn ho wɔ ɔkwan bi so. Na sɛ yehu sɛ ebetumi ahaw asafo no mufo bi, anaa ebetumi ama afoforo anya akɔnnɔ bɔne a, dɛn na yɛbɛyɛ? Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom nti, nea yɛpɛ no, yɛde bɛto nkyɛn anaa? w18.11 25 ¶9-10

Kwasida, December 13

Satan buaa Yehowa sɛ: “Wugye di sɛ Hiob suro Onyankopɔn kwa? . . . Fa wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.”​—Hiob 1:9, 11.

Adɛn nti na ehia sɛ yɛn mu biara kura ne mũdi mu? Ehia sɛ wukura wo mũdi mu, efisɛ Satan abɔ Yehowa sobo, na wabɔ wo nso sobo. Saa ɔbɔfo otuatewfo no sɛee Yehowa din; ɔkekaa nsɛm bi de kyerɛe sɛ Onyankopɔn yɛ Sodifo bɔne, ɔyɛ pɛsɛmenkominya, na ɔnyɛ ɔnokwafo. Awerɛhosɛm ne sɛ, Adam ne Hawa kɔkaa Satan ho ma wɔtew atua tiaa Yehowa. (Gen. 3:1-6) Sɛnea na asetena te wɔ Eden no, na wɔwɔ hokwan pii a wɔde bɛhyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no mu den. Nanso, bere a Satan bɔɔ Yehowa sobo no, na wɔn dɔ nni mũ. Asɛm foforo bi sɔree sɛ: Nnipa bi bedi Yehowa Nyankopɔn nokware esiane sɛ wɔdɔ no nti anaa? Anaasɛ nnipa betumi akura wɔn mũdi mu? Saa asɛmmisa no sɔree wɔ Hiob asɛm no mu. (Hiob 1:8-11 ) Ná Hiob tɔ sin te sɛ yɛn ara. Ná odi mfomso. Nanso, esiane sɛ na Hiob kura ne mũdi mu nti, na Yehowa dɔ no. w19.02 3-4 ¶6-7

Dwoda, December 14

‘Ɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa kɔtɔe.’​—Mat. 13:46.

Yesu maa mfatoho no de kyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn Ahenni no ho nokwasɛm som bo ma wɔn a wohu. Ɔkaa oguadini bi a otuu kwan kɔhwehwɛɛ nhene pa anaa ahweneɛ pa ho asɛm. Ohuu ahweneɛ baako a na ɛsom bo ma no araa ma “ntɛm ara, ɔkɔtɔn” biribiara a na ɔwɔ kɔtɔe. (Mat. 13:45, 46) Saa ara na nokware no a yehui no, na ɛsom bo ma yɛn araa ma yefii yɛn pɛ mu gyaee biribiara akyi di kɔtɔe. Nokware no, ɛno ne Onyankopɔn Ahenni no ho nokwasɛm ne nokware biara a yesua fii Onyankopɔn Asɛm mu no. Sɛ nokware no som bo ma yɛn pa ara a, ‘yɛrentɔn’ da. (Mmeb. 23:23) Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, Onyankopɔn nkurɔfo bi werɛ afi sɛnea nokware a wonyae no som bo, enti wɔatɔn. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa da! Ɛsɛ sɛ yetie Bible afotu a ɛka sɛ ‘yɛnkɔ so nnantew nokware no mu’ no. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa de kyerɛ sɛ nokware no som bo ma yɛn pa ara, na yɛrentɔn da. (3 Yoh. 2-4) Sɛ Bible ka sɛ yɛnnantew nokware no mu a, nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛmfa mmɔ yɛn bra. Ɛne sɛ, yɛbɛma ɛho ahia yɛn pa ara wɔ yɛn asetena mu na yɛde abɔ yɛn bra. w18.11 9 ¶3

Benada, December 15

Gyidi nti bere a wotwaa Yeriko afasu no ho hyiae nnanson no, edwiriw gui.​—Heb. 11:30.

Wɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtow hyɛ Yeriko so, na mmom da biara wɔmmɔ nsra mfa kurow no ho pɛnkoro; wɔnyɛ saa nnansia. Ɛda a ɛto so nson no, wɔmmɔ nsra mfa kurow no ho mpɛn nson. Ebia asraafo no bi adwene yɛɛ wɔn sɛ, ‘Wei yɛ beresɛe ne ɔbrɛgu!’ Nanso, na Yehowa a ɔyɛ Israel Kannifo a aniwa nhu no no nim nea ɔreyɛ. Bere a Israelfo no dii Yehowa akwankyerɛ so no, ɛhyɛɛ wɔn gyidi den. Afei nso, amma wɔne Yeriko nnɔmmarima no anko. (Yos. 6:2-5) Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm no mu? Sɛ ahyehyɛde no de akwankyerɛ foforo bi ba a, ɛtɔ da a, yɛnte ase yiye. Ɛho nhwɛso ni. Ebia mfiase no, na ɛyɛ yɛn sɛ ɛnyɛ papa sɛ yɛde ɛlɛtrɔnik mfiri besua ade, yɛde bedi dwuma wɔ asɛnka mu, anaa asafo nhyiam ase. Nanso seesei, ebia yɛahu sɛ, sɛ wutumi de yɛ adwuma a, mfaso wɔ so. Ebia bere bi na yɛn adwenem yɛ yɛn naa de, nanso sɛ yehu adepa a nkɔanim a ɛte saa de aba a, ɛma yɛn gyidi yɛ den, na yɛne yɛn nuanom nyinaa yɛ baako. w18.10 23 ¶8-9

Wukuda, December 16

Awurade, saa bere yi na wode ahenni no resan asi hɔ ama Israel anaa?​—Aso. 1:6.

Ná Yesu asuafo no hwɛ kwan sɛ Mesia no ba a, obeyi wɔn haw nyinaa afi hɔ ama wɔn. Ebia ɛno nti na na Galileafo no pɛ sɛ Yesu yɛ wɔn hene no. Ɛbɛyɛ sɛ wonyaa adwene sɛ Yesu bɛyɛ ɔkannifo pa. Ná onim kasa; na otumi sa yare; na otumi ma wɔn a ɔkɔm de wɔn mpo aduan. Bere a Yesu maa mmarima bɛyɛ 5,000 aduan dii no, ohuu nkurɔfo no adwene. Bible ka sɛ: “Bere a Yesu hui sɛ wɔpɛ sɛ wɔkyere no yɛ no ɔhene no, ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔhyɛɛ bepɔw no so bio.” (Yoh. 6:10-15) Ade kyee no, bere a na wɔwɔ Galilea Po no agya no, ɛbɛyɛ sɛ sɛnea na nkurɔfo no ani abere no, na ano abrɛ ase. Afei Yesu kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ ɛnyɛ wɔn honam fam ahiade nti na ɔbae, na mmom ɔbae sɛ ɔrebɛkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn Ahenni ho ade. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom monyɛ aduan a ɛtena hɔ de kɔ daa nkwa mu no ho adwuma.’​—Yoh. 6:25-27. w18.06 4 ¶4-5

Yawda, December 17

Ɔremmu demmire a abukaw biara mu, na ɔrennum ntamaban biara a ayɛ wusiwusi.​—Yes. 42:3.

Nkurɔfo a na wɔn abam abu a wɔayɛ sɛ demmire a abukaw anaa kanea a ne ntamaban ayɛ wusiwusi no, na Yesu te wɔn ase. Enti, onyaa wɔn ho abotare yii ne yam boaa wɔn. (Mar. 10:14) Ɛwom, nhumu a na Yesu wɔ no, yenni bi, na saa ara nso na yɛrentumi nkyerɛkyerɛ te sɛ ɔno! Nanso yebetumi adwen nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu ho, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Nea yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yedwen wɔn ho ne sɛnea yɛne wɔn bɛkasa, bere a yɛne wɔn bɛkasa, ne bere tenten a yɛne wɔn bɛkasa. Ɛnnɛ, aguadifo, amanyɔfo, ne nyamesom akannifo a wɔn tirim yɛ den na wɔbɔ nyansakorɔn ‘apirapira’ nnipa mpempem pii, na ‘wɔagyaw wɔn agu hɔ.’ (Mat. 9:36) Wei nti, nnipa pii wɔ hɔ a, wonnye obiara nni, na wonni anidaso. Ɛno nti na ehia sɛ nsɛm a yɛka ne ɛnne a yɛde kasa no ma wohu sɛ yɛn yam ye, na yedwen wɔn ho! Nokwasɛm ni, ɛnyɛ Bible mu nimdeɛ a yɛwɔ ne sɛnea yɛka asɛm ma ɛtɔ asom no nko ara nti na nkurɔfo pii tie asɛm a yɛka no, na mmom sɛnea yɛkyerɛ wɔn ho anigye na yɛma wohu sɛ yedwen wɔn ho no nso ka ho. w18.09 31 ¶13-14

Fida, December 18

Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.​—Mat. 5:3.

Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yenim saa ahiade no? Sɛ yesua Bible, yedi Yehowa ahyɛde so, na yɛma ne som ho hia yɛn pa ara wɔ yɛn asetenam a, ɛkyerɛ sɛ yenim saa ahiade no. Sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi a, yɛn ani begye pa ara. Afei nso, gyidi a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam nnansa yi ara no bɛyɛ kɛse. (Tito 2:13) Sɛ yɛn ani begye daa a, ehia sɛ yɛne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den. Onyankopɔn maa ɔsomafo Paulo kaa sɛ: “Munni ahurusi wɔ Awurade [Yehowa] mu daa. Meka bio sɛ, munni ahurusi!” (Filip. 4:4) Sɛ yɛne Onyankopɔn benya abusuabɔ a ɛte saa a, ehia sɛ yenya Onyankopɔn nyansa. (Mmeb. 3:13, 18) Nanso, sɛ yebenya anigye daa a, ehia sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm na yɛde yɛ adwuma. Yesu sii so dua sɛ ehia sɛ yɛde nea yesua yɛ adwuma. Ɔkaa sɛ: “Sɛ munim eyinom na moyɛ a, mo ani begye.” (Yoh. 13:17; Yak. 1:25) Ehia sɛ yɛyɛ saa na ama yɛanya yɛn honhom fam ahiade, na yɛn ani agye daa. w18.09 18 ¶4-6

Memeneda, December 19

Daa [Epafra yere] ne ho bɔ mpae ma mo.​—Kol. 4:12.

Ná Epafra nim anuanom yiye, na na odwen wɔn ho pa ara. Ɛmfa ho sɛ na Epafra yɛ Paulo “yɔnko deduani” no, ansiw no kwan sɛ ɔbɛboa afoforo ama wɔn gyidi ayɛ den. (Filem. 23) Ɔboaa wɔn maa wɔn gyidi yɛɛ den. Wei nkyerɛ sɛ na oyi ne yam dwen afoforo ho anaa? Sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn nuanom a yɛne wɔn som Yehowa a, etumi yɛ adwuma pa ara, ɛnkanka, bere a yɛbɔ wɔn din bɔ mpae ma wɔn no. (2 Kor. 1:11; Yak. 5:16) Kaakae wɔn a wubetumi abɔ wɔn din abɔ mpae ama wɔn. Sɛnea Epafra yɛe no, yɛn nuanom pii rebɔ mpae ama wɔn asafo mufo ne mmusua a wɔwɔ asɛyɛde a emu yɛ duru; ebia ehia sɛ wosisi gyinae akɛse anaa nneɛma bi resɔ wɔn ahwɛ. Afei nso, sɛ yɛrebɔ mpae a, ehia sɛ yɛkae wɔn a wɔn adɔfo awuwu, wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu wɔ atoyerɛnkyɛm ne ɔko mu nnansa yi, ne wɔn a wɔn sikasɛm ayɛ basaa. Wei ma yehu pa ara sɛ, anuanom pii wɔ hɔ a ehia sɛ yɛbɔ mpae ma wɔn, na sɛ yɛyɛ saa a, ebetumi aboa wɔn. w18.09 5-6 ¶12-13

Kwasida, December 20

Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.​—Aso. 20:35.

Ɛnyɛ honam fam nneɛma a yɛde bɛkyɛ afoforo nko ara ho asɛm na na Paulo reka, na mmom sɛ́ yɛbɛhyɛ wɔn nkuran, yɛbɛma wɔn akwankyerɛ, na yɛaboa wɔn nso. (Aso. 20:31-35) Ɔsomafo no nam ne kasa ne ne nneyɛe so kyerɛɛ yɛn sɛ yenyi yɛn yam nyɛ ade mma afoforo; ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn, yedwen wɔn ho, yenya bere ma wɔn, na yɛde yɛn ahoɔden boa wɔn. Nkurɔfo a wɔyɛ nhwehwɛmu wɔ nnipa asetenam nsɛm ho nso ahu sɛ, sɛ nkurɔfo yi wɔn yam yɛ papa a, wɔn ani gye. Nhoma bi ka sɛ “nkurɔfo kyerɛ sɛ, sɛ woyi wɔn yam yɛ afoforo papa a, wɔn ani gye kɛse.” Wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu ka sɛ, sɛ yɛboa afoforo a ɛma yenya “atirimpɔw ne akomatɔyam” wɔ asetena mu “efisɛ ɛma nnipa nya wɔn ahiade.” Ɛno nti, abenfo taa hyɛ nkurɔfo nkuran sɛ, wontu wɔn ho mma nsom ɔmanfo, na ɛbɛma wɔn ankasa anya apɔwmuden na wɔanya anigye kɛse. Wɔn a wogye tom sɛ Bible yɛ Yehowa, adesamma Bɔfo a ɔdɔ yɛn nhoma no de, wei nyɛ wɔn nwonwa.​—2 Tim. 3:16, 17. w18.08 22 ¶17-18

Dwoda, December 21

Monnhwɛ nea etua aniwa mmmu atɛn, na mmom mummu atɛntrenee.​—Yoh. 7:24.

Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ho no ma yɛn koma ani gye, na yenya anidaso. Yesaia hyɛɛ Yesu ho nkɔm sɛ “ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obeyi ntɛn.” Ɔde kaa ho sɛ Yesu ‘de atɛntrenee bebu ahiafo atɛn.’ (Yes. 11:3, 4) Adɛn nti na saa asɛm yi hyɛ nkuran? Efisɛ animhwɛ ne ɔtan hunu ahyɛ wiase a yɛte mu yi mu mã. Yɛn nyinaa hwɛ Ɔtemmufo a obu atɛntrenee no kwan. Ɔno de, ɛnyɛ nea n’ani hu so na obegyina abu yɛn atɛn! Da biara da, yesisi gyinae fa nkurɔfo ho. Nanso, esiane sɛ yɛtɔ sin nti yentumi nsisi gyinae a ɛyɛ pɛ sɛnea Yesu tumi yɛ no. Yɛn de, nea yɛn ani hu so na yegyina sisi gyinae fa afoforo ho. Nanso, bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkaa sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ “nea etua aniwa” na yegyina so bu atɛn, na mmom yemmu “atɛntrenee.” Wei ma yehu sɛ, Yesu pɛ sɛ yesuasua no; ɔmpɛ sɛ yegyina nea yɛn ani hu so bu afoforo atɛn. w18.08 8 ¶1-2

Benada, December 22

W’aso bɛte asɛm bi wɔ w’akyi sɛ: “Ɔkwan no ni. Momfa so.”​—Yes. 30:21.

Ɛwom, yɛnte sɛ Onyankopɔn fi soro rekasa akyerɛ yɛn. Nanso, ɔde n’Asɛm Bible no ama yɛn, na ɛno mu na akwankyerɛ a ɔde ama yɛn no wɔ. Afei nso, Yehowa de ne honhom no boa “ofiehwɛfo nokwafo no” ma ɔkɔ so ma Yehowa nkoa aduan. (Luka 12:42) Aduan a wɔde ma yɛn no, ebi ne nhoma a wotintim, nsɛm a ɛwɔ Intanɛt so, video ahorow, ne nsɛm a yɛbɔ tie. Yebetumi aka pa ara sɛ yenya honhom fam aduan pii! Momma Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ Bible mu no mma yennya ahotoso sɛ biribiara nso Yehowa yɛ. Ɔhaw biara a Satan ne ne wiase bɔne no de aba yɛn so no, obeyi afi hɔ. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ aso atie Yehowa nne. Yɛyɛ saa a, ɔhaw biara a yebehyia nnɛ ne nsɛnnennen biara a yebehyia daakye no, yebetumi agyina ano. Bible ka sɛ: “Muhia boasetɔ, na sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛde wie a, mo nsa aka bɔhyɛ no.”​—Heb. 10:36. w19.03 13 ¶17-18

Wukuda, December 23

Yehowa ka kyerɛɛ . . . Yosua . . . sɛ: “M’akoa Mose awu; afei sɔre na wo ne ɔman yi nyinaa ntwa Yordan asubɔnten yi.”​—Yos. 1:1, 2.

Esiane sɛ na Mose adi Israelfo no anim bere tenten nti, ɛbɛyɛ sɛ na Yosua redwen ho sɛ Onyankopɔn nkurɔfo begye no atom sɛ wɔn kannifo anaa. (Deut. 34:8, 10-12) Bible ho nhoma bi kaa Yosua 1:1, 2 ho asɛm sɛ: “Tete ne nnɛ nyinaa, sɛ ɔkannifo bi adwuma reba awiei na ɔfoforo rebesi n’ananmu a, ɛyɛ den, na ɛyɛ hu ma ɔmanfo no pa ara.” Sɛ na Yosua suro a, na ɛnyɛ nwonwa; nanso nna kakra akyi no, ɔde akokoduru dii ɔman no anim. (Yos. 1:9-11) Ɔde ne ho too Onyankopɔn so, na ne nsa ansi fam. Bible ma yehu sɛ Yehowa nam ɔbɔfo a ɔyɛ ne nanmusifo so kyerɛɛ Yosua ne Israel man no kwan. Yebetumi aka pa ara sɛ saa ɔbɔfo no, ɔno ara ne Asɛm no, Onyankopɔn Abakan no. (Ex. 23:20-23; Yoh. 1:1) Yehowa boaa Israel man no, na bere a Yosua besii Mose ananmu dii wɔn anim no, nsakrae biara a ɛbae no, wogye toom. w18.10 22-23 ¶1-4

Yawda, December 24

Wɔkyerɛw nkae nhoma bi wɔ n’anim maa wɔn a wosuro Yehowa.​—Mal. 3:16.

Yehowa nim wɔn a wofi wɔn pɛ mu som no, na ɔkyerɛw wɔn din wɔ ne “nkae nhoma” mu. Sɛ Yehowa kyerɛw yɛn din wɔ ne “nkae nhoma” no mu ka ne nkurɔfo ho a, ɛde asɛyɛde ahorow bɛto yɛn so. Malaki kaa no pefee sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yesuro Yehowa na yedwen ne din ho.’ Sɛ yɛsom obi anaa biribi foforo biara a, ɛbɛma wɔayi yɛn din afi Yehowa nkwa nhoma no mu. (Ex. 32:33; Dw. 69:28) Ɛno nti, yehyira yɛn ho so ma Yehowa a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ yɛbɛhyɛ no bɔ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde na yɛabɔ asu. Weinom yɛ bere tiaa mu adeyɛ, na ɛnkyɛ na yɛawie. Nanso, sɛ yegyina Yehowa afã sɛ yɛyɛ ne nkurɔfo a, ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ osetie ma no nnɛ ne daakye, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yetie no yɛn nkwa nna nyinaa.​—1 Pet. 4:1, 2. w18.07 23-24 ¶7-9

Fida, December 25

Afei a yɛagyaw Kristo ho mfitiasesɛm no, momma yɛmpere nkɔ ahokokwaw mu.​—Heb. 6:1.

Wei mma kwa. Ehia sɛ ‘yɛpere kɔ,’ anaa yɛkɔ so yɛ ho adwuma. Sɛ yɛn ho bɛkokwaw a, ehia sɛ yɛkɔ so nya nimdeɛ ne nhumu pii. Ɛno nti na wɔahyɛ yɛn nkuran mpɛn pii sɛ yɛnkenkan Bible no fã bi da biara da. (Dw. 1:1-3) Wode ayɛ wo botae sɛ wobɛyɛ saa anaa? Wokenkan Bible daa a, ebetumi ama woahu Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm yiye, na woate Onyankopɔn Asɛm no ase pa ara. Kristofo mmara titiriw pa ara ne ɔdɔ. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yoh. 13:35) Yesu nua Yakobo ka sɛ ɔdɔ yɛ “mmara titiriw.” (Yak. 2:8) Paulo kaa sɛ: “Ɔdɔ ne mmara no awiei.” (Rom. 13:10) Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔasi ɔdɔ so dua saa, efisɛ Bible ka sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.”​—1 Yoh. 4:8. w18.06 19 ¶14-15

Memeneda, December 26

Wɔhyɛɛ ne honhom ahometew, ma enti ɔkasae basabasa.​—Dw. 106:33.

Ɛwom sɛ Yehowa na Israelfo gyigyee no de, nanso Mose mmom na ɔmaa asɛm no yɛɛ no ahometew. Esiane sɛ Mose anhyɛ ne ho so nti, ɔkekaa nsɛm a wannwen nea ebefi mu aba ho. Mose maa afoforo nneyɛe twetwee n’adwene ma oyii n’ani fii Yehowa so. Asɛm a edi kan no mu de, Mose yɛɛ n’ade yiye. (Ex. 7:6) Nanso, ebetumi aba sɛ esiane sɛ na Israelfo no atew atua mfe bebree nti, na Mose abrɛ, na na n’abam abu. Ebetumi aba sɛ Mose de n’adwene sii sɛnea ɔte nka so nti na wanhyɛ Yehowa anuonyam no. Mose mpo a ɔyɛ ɔnokwafo no, sɛ nneɛma tumi twetwee n’adwene ma ɔyɛɛ bɔne a, ɛnde ɛnyɛ den koraa sɛ biribi a ɛte saa betumi ato yɛn. Sɛnea na aka kakra ma Mose adu Bɔhyɛ Asase no so no, yɛn nso aka kakra na yɛkɔ wiase foforo a Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ no mu. (2 Pet. 3:13) Yɛn mu biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ saa hokwan titiriw yi bɔ no. Nanso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ wiase foforo no mu a, ehia sɛ yɛkɔ so hwɛ Yehowa, na yɛhwɛ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde bere nyinaa.​—1 Yoh. 2:17. w18.07 15 ¶14-16

Kwasida, December 27

Moadi ɔbɔnefo no so nkonim.​—1 Yoh. 2:14.

Satan rentumi nhyɛ nnipa mma wɔnyɛ biribi a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ. (Yak. 1:14) Nnipa pii yɛ nneɛma bi a wonnim mpo sɛ wɔreyɛ nea Satan pɛ. Nanso sɛ wohu nokware no a, wɔn mu biara si gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa anaasɛ ɔbɛsom Satan. (Aso. 3:17; 17:30) Sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ a, biribiara nni hɔ a Satan betumi ayɛ ama yɛagyae yɛn mũdi mu. (Hiob 2:3; 27:5) Nneɛma foforo bi wɔ hɔ a Satan ne adaemone no ntumi nyɛ. Biribiara nni Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ wobetumi ahu nea ɛwɔ obi adwene anaa ne koma mu. Yehowa ne Yesu nko ara na wobetumi ahu. (1 Sam. 16:7; Mar. 2:8) Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛma yɛn kasa ne yɛn nneyɛe ne Onyankopɔn apɛde ahyia a, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa remma Ɔbonsam kwan mma ɔnyɛ yɛn biribi a ɛbɛhaw yɛn afebɔɔ. (Dw. 34:7) Ehia sɛ yehu yɛn tamfo no, nanso ɛnsɛ sɛ yesuro no. Ɛwom sɛ yɛtɔ sin de, nanso Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛadi Satan so nkonim. Sɛ yesiw Ɔbonsam kwan a, obeguan afi yɛn ho.​—Yak. 4:7; 1 Pet. 5:9. w18.05 26 ¶15-17

Dwoda, December 28

Dan wo nnwuma gu Yehowa so, na wo nhyehyɛe betim.​—Mmeb. 16:3.

Fa no sɛ wɔreyɛ dwumadi titiriw bi wɔ kurow bi a ɛwɔ akyirikyiri so, na woayɛ w’adwene sɛ wobɛkɔ bi. Ebehia sɛ wofa bɔs twa kwantenten ansa na woadu hɔ. Bere a wuduu bɔs gyinabea hɔ no, na bɔs pii sisi hɔ. Ɛsɛ sɛ woforo bɔs a ɛrekɔ baabi a woayɛ w’adwene sɛ worekɔ no! Sɛ woforo bɔs a ɛrekɔ baabi foforo a, wobɛfom kwan. Mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ hyia tebea a ɛte saa ara: wɔwɔ kwan twa; ɛnyɛ kwan a wɔde bɔs retwa, na mmom ɛyɛ abrabɔ ho asɛm. Ɛtɔ da a, wɔn ani so betumi atan wɔn, efisɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ wosisi ho gyinae dɔɔso. Mmabun, sɛ munim baabi a morekɔ pa ara a, nneɛma mu bɛyɛ mmerɛw ama mo. Mode bɛyɛ mo botae sɛ mobɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani anaa? Wei kyerɛ sɛ, mobɛma Yehowa akyerɛ mo kwan wɔ biribiara mu. Ebi ne baabi a mubesua nhoma akodu, adwuma kõ a mobɛyɛ, sɛ́ ebia mobɛware awo mma, ne nea ɛkeka ho. Wei kyerɛ nso sɛ botae a ɛbɛma moabɛn Yehowa no, mobɛyere mo ho ayɛ ho adwuma. Mmabun a wɔde Yehowa som si wɔn ani so betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira wɔn ama asi wɔn yiye. w18.04 25 ¶1-3

Benada, December 29

Ao me ba! Woama mahodwow, sɛɛ na wo na merebetwa wo asu.​—Atem. 11:35.

Yefta dii ne bɔhyɛ so, na ɔde ne babea a ɔyɛ ɔbaabun no kɔɔ Silo ma ɔkɔsomee wɔ ntamadan no mu ne nkwa nna a aka nyinaa. (Atem. 11:30-35) Sɛ na wei yɛ den ma Yefta a, ɛnde na ɛbɛyɛ den ama ne babea no pa ara. Nanso oyii ne yam yɛɛ nea na ne papa ahyɛ ho bɔ no. (Atem. 11:36, 37) Hokwan a na ɔwɔ sɛ ɔware wo mma, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn abusua ase nhyew na wɔn agyapade nso mmɔ wɔn no, ɔde ne nyinaa bɔɔ afɔre. Enti sɛ yɛreka obi a na obehia awerɛkyekye ne nkuranhyɛ a, ɛnde na ɛyɛ Yefta babea no. Bible ka sɛ: “Ɛbɛyɛɛ amanne wɔ Israel sɛ: Afe biara Israel mmabea kɔkamfo Gileadni Yefta babea no nnanan.” (Atem. 11:39, 40) Kristofo a wɔnwaree a wɔde wɔn sigyadi reyɛ pii de aboa “Awurade nneɛma” no, wɔn nso, ɛmfata sɛ yɛkamfo wɔn na yɛhyɛ wɔn nkuran anaa?​—1 Kor. 7:32-35. w18.04 17 ¶10-11

Wukuda, December 30

‘Abɔfo antena baabi a na wɔte mfiase no na mmom wogyaw wɔn ankasa tenabea a ɛsɛ no.’​—Yuda 6.

Abɔfo a wɔkɔkaa Satan ho ma wɔtew atua no dɔɔso ara yiye. Ansa na Nsuyiri no reba no, anyɛ yiye koraa no, Satan daadaa abɔfo no bi ma wɔne nnipa mmabea bɛbɔɔ aguaman. Bible ma yehu saa nokwasɛm yi. Ɛka sɛ ɔtweaseɛ no twee ɔsoro nsoromma nkyekyɛm mmiɛnsa mu baako bɛkaa ne ho. (Gen. 6:1-4; Adi. 12:3, 4) Bere a saa abɔfo no twee wɔn ho fii Onyankopɔn abusua ho no, wɔde wɔn ho kɔhyɛɛ Satan tumi ase. Saa atuatewfo yi nyɛ nkurɔfo a wɔyɛ basabasa kɛkɛ. Satan ahyehyɛ ahenni bi a ɛte sɛ Onyankopɔn Ahenni, nanso ɛyɛ daadaakra; Satan na ɔyɛ so hene. Satan ahyehyɛ adaemone no sɛ aban ahorow wɔ ahonhom atenae, wama wɔn tumi, na wayɛ wɔn wiase atumfoɔ. (Efe. 6:12) Satan nam n’ahyehyɛde a ɛwɔ ahonhom atenae no so redi wiase aban nyinaa so tumi. w18.05 23 ¶5-6

Yawda, December 31

Mehyira Yehowa a wama me afotu no. Anadwo na m’asaabo teɛ me so.​—Dw. 16:7.

Ɛtɔ da a, Onyankopɔn teɛ yɛn so de da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn sɛnea agya a ɔdɔ ne mma yɛ no. Dawid ani sɔɔ nteɛso a ɛte saa. Dawid susuw Onyankopɔn adwene ho, osuaa biribi fii mu, na ɔma ɛkyerɛɛ no kwan. Sɛ woyɛ saa wɔ gyidi mu a, ɔdɔ a wo nso wowɔ ma Onyankopɔn no bɛyɛ kɛse, na woanya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wubetie no. Wobɛyɛ Kristoni a ne ho akokwaw nso. Onuawa bi a ne din de Christin kaa sɛ: “Sɛ meyɛ nhwehwɛmu na midwinnwen nea mekenkan ho a, mete nka sɛ Yehowa ma wɔkyerɛw saa asɛm no maa me!” Yɛka sɛ, sɛ woma Onyankopɔn honhom kyerɛ wo kwan a wubenya nimdeɛ ne nhumu soronko a, ɛnyɛ asɛm a yɛrehaahaa yɛn ani aka. Ɛbɛma wode Onyankopɔn adwene ahu nea ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu ne nea ɛbɛba daakye nso. Adɛn nti na Onyankopɔn ma wunya nimdeɛ ne nhumu a ɛte saa? Onyankopɔn pɛ sɛ wode gyinae pa sisi w’ani so wɔ w’asetenam, na wode ahotoso ahwɛ daakye kwan!​—Yes. 26:3. w18.12 26 ¶9-10

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena