Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es21
  • February

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • February
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dwoda, February 1
  • Benada, February 2
  • Wukuda, February 3
  • Yawda, February 4
  • Fida, February 5
  • Memeneda, February 6
  • Kwasida, February 7
  • Dwoda, February 8
  • Benada, February 9
  • Wukuda, February 10
  • Yawda, February 11
  • Fida, February 12
  • Memeneda, February 13
  • Kwasida, February 14
  • Dwoda, February 15
  • Benada, February 16
  • Wukuda, February 17
  • Yawda, February 18
  • Fida, February 19
  • Memeneda, February 20
  • Kwasida, February 21
  • Dwoda, February 22
  • Benada, February 23
  • Wukuda, February 24
  • Yawda, February 25
  • Fida, February 26
  • Memeneda, February 27
  • Kwasida, February 28
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2021
es21

February

Dwoda, February 1

‘Yehowa dɔ atɛntrenee.’​—Dw. 33:5.

Bible mu no, nea “atɛntrenee” kyerɛ pa ara ne sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so, na yɛrenyɛ nyiyim. Yɛnhwɛ sɛnea nneɛma a Yesu yɛe ma yehu sɛ na ɔpɛ atɛntrenee. Yesu bere so no, na Yudasom mu akannifo no tan nkurɔfo a wɔnyɛ Yudafo. Afei nso, na wobu Yudafo a wɔnkɔɔ nyamesom sukuu no animtiaa, na na wommu mmea. Nanso, Yesu ne obiara dii no yiye; wanyɛ nyiyim antia obiara. Nkurɔfo a wɔnyɛ Yudafo a wonyaa ne mu gyidi no, wampo wɔn. (Mat. 8:5-10, 13) Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ obiara, asikafo ne ahiafo; wanyɛ nyiyim. (Mat. 11:5; Luka 19:2, 9) Ɔne mmea anni no atirimɔden so, na wankasa antia wɔn da. Mmom, na obu mmea, na ɔne wɔn dii no yiye, na wɔn a na afoforo bu wɔn animtiaa mpo, saa ara na ɔne wɔn dii. (Luka 7:37-39, 44-50) Sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ obiara a obetie na yɛanyɛ nyiyim a, na yɛresuasua Yesu. Yɛrenhwɛ sɛ onipa no yɛ sikani anaa ohiani, na saa ara nso na yɛrenhwɛ ɔsom a ɔwom. Kristofo mmarima suasua Yesu, enti wobu mmea. w19.05 2 ¶1; 5 ¶15-17

Benada, February 2

Mmom no, yɛyɛɛ mo brɛbrɛ sɛnea ɔbaatan ma n’ani kũ n’ankasa mma ho no.​—1 Tes. 2:7.

Ɛnnɛ, sɛ asafo mu mpanyimfo de Kyerɛwnsɛm no rekyekye wɔn a wohia mmoa werɛ a, wɔn nso betumi aka nsɛm a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ ayamhyehye ne tema. Asafo mu mpanyimfo nko ara na wobetumi akyekye wɔn a wɔato wɔn mmonnaa werɛ anaa? Dabi. Ɛyɛ yɛn nyinaa asɛde sɛ ‘yɛkɔ so ara kyekye yɛn ho yɛn ho werɛ.’ (1 Tes. 4:18) Kristofo mmea a wɔn ho akokwaw betumi ahyɛ anuanom mmea a wohia awerɛkyekye nkuran pa ara. Enti, sɛ Yehowa Nyankopɔn de ne ho toto ɔbaatan a ɔkyekye ne ba werɛ ho a, ɛfata. (Yes. 66:13) Sɛ yɛkan Bible a, ɛma yehu sɛ wɔn a wɔkyekyee afoforo a na wɔrehu amane werɛ no, na mmea ka ho. (Hiob 42:11) Ɛnnɛ, sɛ Yehowa hu sɛ Kristofo mmea rekyekye wɔn nuanom mmea a wɔredi awerɛhow werɛ a, n’ani gye pa ara! Ɛtɔ da a, asafo mu panyin bi anaa mpanyimfo mmienu betumi afa ɔkwan bi so aka akyerɛ onuawa bi a ne ho akokwaw sɛ ɔmmoa onuawa foforo a ɔredi yaw. Sɛ yɛreboa yɛn nua Kristoni bi a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na ne kokoam nsɛm bi a ɔmpɛ sɛ ɔka ho asɛm no, yɛamfeefee mu.—1 Tes. 4:11. w19.05 16-17 ¶10-12

Wukuda, February 3

‘Asɛm biara nnyina adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so.’​—Mat. 18:16.

Ansa na mpanyimfo no bɛpaw asɛnni boayikuw wɔ asafo no mu no, anyɛ yiye koraa no, ehia sɛ wonya adansefo mmienu. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Bible ka sɛ ɛma wotumi bu atɛntrenee. Sɛ wɔbɔ obi sobo sɛ wayɛ bɔne a emu yɛ duru, nanso wannye antom a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no nya adansefo mmienu ansa na wɔatumi apaw asɛnni boayikuw. (Deut. 19:15; 1 Tim. 5:19) Sɛ nea wɔabɔ no sobo no ka sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a, mpanyimfo no tie adansefo a wonim asɛm no anom asɛm. Anyɛ yiye koraa no, sɛ nnipa mmienu di adanse sɛ onipa no ayɛ bɔne a, mpanyimfo no gyina wɔn anom asɛm so paw asɛnni boayikuw. Nnipa mmienu a wobetumi agyina wɔn anom asɛm so apaw boayikuw no ne nea ɔrebɔ sobo no ne onipa foforo a obetumi adi adanse sɛ nea wɔabɔ no sobo no ayɛ saa bɔne no anaa wato abofra foforo mmonnaa pɛn. Sɛ wɔannya onipa a ɔto so mmienu amma wanni adanse a, ɛno nkyerɛ sɛ nea ɔrebɔ sobo no redi atoro. Sɛ mpo mpanyimfo no annya nnipa mmienu amma wɔanni adanse sɛ onipa no ayɛ bɔne a, mpanyimfo no bɛfa no sɛ ebetumi aba sɛ nea wɔabɔ no sobo no ayɛ bɔne a emu yɛ duru. Mpanyimfo no kɔ so boa obiara a asɛm no ahaw no no, na wɔde wɔn ani to fam bɔ asafo no ho ban na nea wɔabɔ no sobo no anyɛ afoforo bɔne.​—Aso. 20:28. w19.05 11 ¶15-16

Yawda, February 4

Dwinnwen eyinom ho . . . , na ama wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.​—1 Tim. 4:15.

Ɛho hia sɛ awofo kyerɛ wɔn mma sɛnea yesua ade. Ehia sɛ wohu sɛnea wobesua ade ansa na wɔakɔ asafo nhyiam anaa sɛnea wɔbɛyɛ asɛm bi a asɔre wɔ sukuu mu ho nhwehwɛmu. (Heb. 5:14) Sɛ mmofra no gye bere susuw Bible mu nsɛm bi ho wɔ fie a, ɛbɛboa wɔn ama dwumadi a ɛkɔ so wɔ asafo nhyiam, amansin, ne amantam nhyiam ase no, wɔatumi de wɔn adwene asi so. Nanso, mfe a mmofra no adi ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade na ɛbɛkyerɛ bere tenten a wɔn awofo ne wɔn besua ade. Ehia sɛ yɛn Bible asuafo nso hu sɛnea yesua ade. Sɛ wofi ase sua Bible na yehu sɛ ansa na yɛne wɔn besua ade anaa wɔbɛkɔ asafo nhyiam no, wodi kan sua nea yebesusuw ho no sensan mmuae no ase a, yɛn ani gye. Nanso, ehia sɛ yɛkyerɛ yɛn Bible asuafo sɛnea yɛyɛ nhwehwɛmu ne sɛnea wɔn ankasa besua ade yiye. Wɔyɛ saa na wohyia ɔhaw a, wobehu sɛnea wɔbɛyɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu anya akwankyerɛ a ɛbɛboa wɔn. w19.05 26 ¶2; 28 ¶10-11

Fida, February 5

Yɛretutu nsusuwii ne ade a ɛkorɔn biara a wɔama so atia Onyankopɔn nimdeɛ agu.​—2 Kor. 10:5.

Satan asi ne bo pa ara sɛ ɔbɛsesa yɛn adwene. Nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu boa yɛn ma yetumi susuw nneɛma ho yiye, enti Satan refa ɔkwan biara so sɛ ɔbɛma yɛanya nsusuwii foforo de asɛe yɛn adwene. Satan kɔ so ara bisa asɛm koro no ara a obisaa Hawa wɔ Eden turom no. Satan bisaa Hawa sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn kae sɛ . . . ?” (Gen. 3:1) Esiane sɛ Satan na odi wiase yi so nti, nkurɔfo taa bisa nsɛm a ɛma yɛn adwenem yɛ yɛn nãã. Ebi ni: ‘Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn ani nnye ɔbarima ne ɔbarima aware anaa ɔbea ne ɔbea aware ho? Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn mpɛ sɛ wudi Buronya ne awoda? Ɛyɛ ampa sɛ wo Nyankopɔn mpɛ sɛ wugye mogya? Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn no mpɛ sɛ wo ne w’adɔfo a wɔatu wɔn afi asafo no mu bɔ?’ Ehia sɛ yeso yɛn gyidi mu den. Sɛ nkurɔfo bisa nsɛm fa yɛn gyidi ho na yɛanhwehwɛ ho mmuae a, ebetumi ama yɛn adwenem ayɛ yɛn nãã. Ɛba saa a, nkakrankakra ebetumi asɛe yɛn adwene ne yɛn gyidi. w19.06 12-13 ¶15-17

Memeneda, February 6

Mo nyinaa nyɛ adwenkoro, na munnya tema, onuadɔ, ayamhyehye, ne ahobrɛase.​—1 Pet. 3:8.

Yehowa dɔ yɛn pa ara. (Yoh. 3:16) Yɛpɛ sɛ yesuasua yɛn Agya a ɔwɔ ɔdɔ no. Enti yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya ‘tema, onuadɔ, ne ayamhyehye’ ama nnipa nyinaa, ne titiriw, wɔn a “yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.” (Gal. 6:10) Yɛpɛ sɛ yɛboa yɛn nuanom Kristofo a wɔrefa ateetee mu. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyekye obi a ne kunu anaa ne yere awu werɛ? Ade a edi kan a ɛho hia pa ara sɛ woyɛ ne sɛ wo ne onii no bɛkasa. Ɛwom, ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wo ne no bɛkasa anaa wunhu asɛm a wobɛka akyerɛ no. Paula kunu wui mpofirim, na ɔkaa sɛ: “Minim sɛ obi wu a, ɛma nkurɔfo ho yeraw wɔn. Ɛyɛ wɔn sɛ anhwɛ a na wɔaka asɛm bi ama ahaw obi. Nanso, nea enye koraa ne sɛ obiara bɛka n’ano atom.” Ebia nea ɔredi awerɛhow no nhwɛ kwan sɛ yɛbɛka asɛm titiriw bi akyerɛ no. Paula kaa sɛ: “Sɛ me nnamfo ka asɛm tiawa bi te sɛ, ‘Nea ato wo no yɛ me yaw’ a, na m’ani sɔ pa ara.” w19.06 20 ¶1; 23 ¶14

Kwasida, February 7

Yehowa, hwɛ wɔn ahunahuna no na ma wo nkoa nkɔ so mfa akokoduru nyinaa nka w’asɛm.​—Aso. 4:29.

Sɛ wɔbara ɔsom adwuma no a, mpanyimfo no bɛyɛ asafo nhyiam ho nhyehyɛe wɔ ɔkwan bi so a, ɛremma nkurɔfo adwene mma yɛn so. Ebia wɔbɛkyekyɛ mo mu ayɛ mo akuw nketewa ama moahyiam, na ebia wɔbɛtaa asesa bere a mode yɛ nhyiam no ne mmeae a moyɛ nhyiam no. Sɛnea nneɛma te wɔ baabi a yɛwɔ no na ɛbɛkyerɛ ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ asɛnka adwuma no. Nanso, esiane sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛpɛ sɛ yɛka n’Ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo nti, yɛbɛhwehwɛ ɔkwan bi a yɛbɛfa so aka asɛm no. (Luka 8:1) Emily B. Baran yɛ abakɔsɛm kyerɛwfo. Ɔkaa asɛnka adwuma a na Yehowa Adansefo yɛ wɔ kan Soviet Union no ho asɛm sɛ: “Bere a aban no ka kyerɛɛ Yehowa Adansefo sɛ wonnyae asɛmpa no ka no, Adansefo no fii ase ne nkurɔfo a wɔne wɔn te mpɔtam, nkurɔfo a wɔne wɔn yɛ adwuma, ne wɔn nnamfo bɔɔ nkɔmmɔ. Bere a Adansefo no annyae asɛmpa no ka na wɔde wɔn koguu adwumayɛban mu no, Adansefo no kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn a wɔne wɔn da afiase no.” Ɛwom sɛ wɔbaraa yɛn som adwuma no de, nanso anuanom a wɔwɔ hɔ no annyae asɛmpa no ka. Suasua wɔn na kɔ so ka asɛmpa no! w19.07 11 ¶12-13

Dwoda, February 8

‘Monyɛ aman nyinaa asuafo.’​—Mat. 28:19.

Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa nkurɔfo a wonni ɔsom biara mu ama wɔabɛdɔ Onyankopɔn na wɔabɛyɛ Kristo asuafo? Ɛsɛ sɛ yehu sɛ baabi a wɔtetee obi na ebia ɛbɛkyerɛ sɛnea ɔbɛyɛ n’ade bere a yɛaka asɛmpa no akyerɛ no. Nhwɛso bi ni. Sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo a wofi Europe a, ebia ɛsono sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ asɛmpa no ho, ɛnna ɛsono sɛnea nkurɔfo a wofi Asia nso bɛyɛ wɔn ade. Adɛn ntia? Wokɔ Europe a, nkurɔfo pii nim Bible mu kakra, na wɔate nso sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. Nanso wokɔ Asia a, nnipa dodow no ara nnim Bible mu ahe biara, anaa wonnim ho hwee, na ebia wonnye nni sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Enti, nya adwempa. Afe biara, nkurɔfo a wonni ɔsom biara mu bɛyɛ Yehowa Adansefo. Wɔn mu pii wɔ hɔ a na wɔn abrabɔ yɛ papa dedaw, na nea na wokyi kɔkɔɔkɔ ne nyaatwom a ɛkɔ so wɔ ɔsom ahorow mu no. Afoforo nso de, na wɔn abrabɔ nye koraa, na na pii nso wɔ subammɔne a ɛsɛ sɛ wogyae. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa yɛn ama yɛahu “wɔn a wɔpɛ daa nkwa” no.—Aso. 13:48; 1 Tim. 2:3, 4. w19.07 20-21 ¶3-4

Benada, February 9

Yɛmpa abaw.​—2 Kor. 4:16.

Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yebenya daa nkwa wɔ soro oo, paradise wɔ asase so oo, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mmɔden du saa botae no ho. Tebea biara a yɛwom no, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ nneɛma a ɛwɔ akyi no; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara siw yɛn kwan ma yegyae Yehowa som. (Filip. 3:16) Ebia yɛahwɛ kwan bere tenten sɛ yebehu sɛ Yehowa bɔhyɛ ahorow bɛbam, anaa ebia yɛn ahoɔden so retew. Ebia yɛagyina sɔhwɛ ne ɔtaa ano mfe bebree. Tebea biara a wowom no, ‘nnwinnwen biribiara nhaw wo ho.’ Mmom, fa nkotɔsrɛ so ma w’adesrɛ nnu Onyankopɔn anim, na ɔbɛma wo asomdwoe a ɛboro w’adwene ne wo ntease so. (Filip. 4:6, 7) Sɛnea mmirikatufo retu mmirika na ɔrebewie a, ɔyere ne ho no, momma yɛn nso yɛmfa yɛn ani nsi nkwa ho mmirika a yɛretu no so na ama yɛatumi awie. Sɛnea yɛn ahoɔden ne yɛn tebea bɛma yɛn kwan no, yɛpɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea yebetumi nyinaa na yɛkɔ so twe yɛn mu du nneɛma a ɛwɔ yɛn anim no ho. w19.08 7 ¶16-17

Wukuda, February 10

Mo ne wɔn a wosu nsu.​—Rom. 12:15.

Ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yebehu nea yɛbɛka akyerɛ obi a awerɛhow ahyɛ no mã. Ɛtɔ da a, nusu a yɛbɛtew bɛma wahu sɛ yedwen ne ho. Bere a Yesu adamfo Lasaro wui no, Maria, Marta, ne afoforo suu wɔn nuabarima ne wɔn adamfo a wɔdɔ no no. Nnanan akyi a Yesu beduu hɔ no, ɛwom mpo sɛ na Yesu nim sɛ ɔrebenyan Lasaro de, nanso ɔno nso “sui.” (Yoh. 11:17, 33-35) Nusu a Yesu tewee no ma yehu sɛnea na n’Agya te nka. Afei nso, ɛma yehu sɛ na Yesu dɔ abusua no; akyinnye biara nni ho sɛ, wei kyekyee Maria ne Marta werɛ. Saa ara na sɛ yɛn nuanom hu sɛ yɛdɔ wɔn na yedwen wɔn ho a, wohu sɛ ɛnkaa wɔn nko, na mmom wɔwɔ nnamfo a wodwen wɔn ho na wɔboa wɔn. Ɛtɔ da a, nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛbɛyɛ aso atie wɔn. Ɛsɛ sɛ woma wo nua no ka ne komam asɛm, na sɛ ɔkasa “hatuhatu” mpo a, ɛnsɛ sɛ woma ɛhaw wo. (Hiob 6:2, 3) Ebia na n’abusuafo a wɔnyɛ Adansefo rehyɛ no nti, ama ne ho yeraw no pa ara. Enti wo ne no mmɔ mpae. Srɛ “mpaebɔ Tiefo” no sɛ ɔnhyɛ no den, na ɔmmoa no mma ontumi nsusuw nneɛma ho yiye.​—Dw. 65:2. w19.04 18-19 ¶18-19

Yawda, February 11

Munyi mo koma mu nsɛm adi nkyerɛ no.​—Dw. 62:8.

Sɛ yɛsom wɔ Betel oo, sɛ bere nyinaa som adwuma no fã foforo bi na yɛyɛ oo, yebetumi anya ɔdɔ kɛse ama nkurɔfo a wɔwɔ baabi a yɛsom no, na yɛn ani aka hɔ mpo. Nanso sɛ biribi nti, ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ yefi baabi a yɛwɔ no a, ebetumi ayɛ yɛn yaw pa ara. Ɛba saa a, yɛn ani gyina yɛn nuanom a yɛagyaw wɔn hɔ no, na yedwen wɔn ho. Ɛnkanka, sɛ ɔtaa na ɛma yefii hɔ a, etumi yɛ den ma yɛn pa ara. (Mat. 10:23; 2 Kor. 11:28, 29) Afei nso, sɛ yɛrekɔyɛ ɔsom adwuma no wɔ baabi foforo a, esiane sɛ yennim ɛhɔ amammerɛ nti, yɛn ani so betumi atan yɛn. Sɛ wo kurom mpo na woresan akɔ a, ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den ama wo saa ara. Sɛ ebinom dwumadi sesa a, ebetumi akɔfa ɛka abɛto wɔn so bere a wɔnhwɛ kwan. Ebia wɔn ani so bɛtan wɔn, ehu bɛka wɔn, na wɔn abam betumi abu mpo. Dɛn na ebetumi aboa wɔn? Kɔ so bata Yehowa ho. (Yak. 4:8) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɛne sɛ yebegye Yehowa adi sɛ ɔne “mpaebɔ Tiefo.” (Dw. 65:2) Yehowa betumi ayɛ ‘ade ama akyɛn nea yɛsrɛ anaa yesusuw koraa.’ (Efe. 3:20) Ɛnyɛ nneɛma pɔtee a yɛbɔ mpae srɛ Yehowa nko ara na ɔyɛ ma yɛn. Obetumi ayɛ nea yɛnhwɛ kwan; biribi a yɛnna nnwenee ho koraa da na ɔbɛyɛ de asiesie yɛn haw ama yɛn. w19.08 21 ¶5-6

Fida, February 12

‘Wɔboaboaa wɔn ano kɔɔ Harmagedon.’​—Adi. 16:16.

Ebinom ka sɛ “Harmagedon” yɛ nuklea ko anaa atoyerɛnkyɛm bi a ɛrebɛsɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia. Nea Bible ka fa Harmagedon ho de, ɛyɛ asɛmpa a ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye! (Adi. 1:3) Harmagedon ko no rensɛe adesamma, na mmom ebegye wɔn nkwa! Adɛn nti na yɛreka saa? Ɛde nnipa tumidi bɛba awiei. Harmagedon ko no bɛsɛe abɔnefo na agye treneefo nkwa. Ɛbɛbɔ yɛn asase yi ho ban na ansɛe, na agye adesamma nkwa. (Adi. 11:18) Asɛmfua “Harmagedon” pue pɛnkoro pɛ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu, na ɛyɛ Hebri kasa a ɛkyerɛ Megido Bepɔw. (Adi. 16:16) Ná Megido yɛ kurow a ɛwɔ tete Israel. (Yos. 17:11) Nanso, Harmagedon nyɛ beae pɔtee bi a ɛwɔ asase so. Yɛbɛka paa a, ɛyɛ “asase nyinaa so ahene” a wɔbɛboaboa wɔn ho ano ako atia Yehowa.​—Adi. 16:14. w19.09 8 ¶1-3

Memeneda, February 13

‘Na obiara ntumi nsaa no yare.’​—Luka 8:43.

Ná ɔbea no hia mmoa paa. Esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ne ho tɔ no nti, na wakyin nnuruyɛfo bebree so. Ná wafa ateetee mu mfe 12, nanso na obiara ntumi nsaa no yare. Sɛnea Mose Mmara no kyerɛ no, na ɔbea no ho ntew. (Lev. 15:25) Bere bi akyi no, ɔtee sɛ Yesu betumi asa wɔn a wɔrehu amane no yare, enti ɔkɔhwehwɛɛ no. Bere a ohuu Yesu no, ɔde ne nsa kaa n’atade nguguso ano, na amonom hɔ ara ne ho tɔɔ no! Nanso, Yesu ansa no yare kɛkɛ; odii no ni nso. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a Yesu ne ɔbea no rekasa no, ɔde asɛmfua “ɔbabea” yɛɛ adwuma de kyerɛe sɛ ɔdɔ no na obu no. Hwɛ sɛnea wei bɛma ɔbea no ho adwo no, anaa ɛbɛhyɛ no den! (Luka 8:44-48) Hyɛ no nsow sɛ, ɔbea no na ɔkɔɔ Yesu nkyɛn. Ɔno ara na otuu anammɔn kɔhwehwɛɛ Yesu. Ɛnnɛ nso, saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Yɛn na ɛsɛ sɛ yetu anammɔn kɔ Yesu nkyɛn. Yɛn bere yi so de, Yesu remfa anwonwakwan so nsa wɔn a ‘wɔba’ ne nkyɛn yare. Nanso, ɔda so ara to nsa frɛ yɛn sɛ: “Mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo.”​—Mat. 11:28. w19.09 20 ¶2-3

Kwasida, February 14

‘Mihuu nnipakuw kɛse bi a wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu.’​—Adi. 7:9.

Ná odiyifo Sakaria adi kan ahyɛ nkɔm bi a ɛte saa. Ɔkaa sɛ: “Saa bere no, nnipa du a wɔka amanaman no kasa horow nyinaa bɛba abesuso Yudani biako atade mu aka sɛ: ‘Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.’” (Sak. 8:23) Yehowa Adansefo nim sɛ, sɛ wobetumi aboaboa nnipa a wɔka kasa nyinaa ano a, gye sɛ wɔka asɛmpa no wɔ kasa pii mu. Nanso ɛnnɛ yɛkyerɛ nhoma bebree ase kɔ kasa pii mu sen bere biara. Yɛahu paa sɛ, Yehowa reyɛ anwonwade wɔ yɛn bere yi so; ɔreboaboa nnipakuw kɛse bi ano afi aman nyinaa mu. Esiane sɛ yɛanya Bible ne Bible ho nhoma wɔ kasa pii mu nti, saa nnipakuw kɛse a wofi aman nyinaa mu no de baakoyɛ resom Yehowa. Afei nso, wonim Yehowa Adansefo sɛ wɔde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no, na wɔdodɔ wɔn ho. Wei hyɛ yɛn gyidi den paa!​—Mat. 24:14; Yoh. 13:35. w19.09 30-31 ¶16-17

Dwoda, February 15

Ahohiahia kɛse a, efi wiase mfitiase besi mprempren ebi nsii, na ebi nso nsi bio bɛba.​—Mat. 24:21.

Ahohiahia kɛse no mu no, sɛ nkurɔfo hu sɛ biribiara a kan no na wosusuw sɛ ɛrentumi nsɛe da no fi ase dwiriw gu a, wɔn ho bedwiriw wɔn paa. Wɔn ho ‘bɛyeraw’ wɔn, na wɔn adwene bɛyɛ wɔn sɛ ebia wɔbɛhwere wɔn nkwa; ɛbɛyɛ bere bɔne a ɛsen biara wɔ nnipa abakɔsɛm mu. (Sef. 1:14, 15) Saa bere no, nneɛma mu betumi ayɛ den paa ama Yehowa asomfo mpo. Esiane sɛ yɛnyɛ wiase no fã nti, ebia yɛn ho bɛkyere yɛn. Ebia asetenam nneɛma bi a yehia bɛbɔ yɛn. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no reboa yɛn ama yɛasiesie yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so adi nokware wɔ ahohiahia kɛse no mu. (Mat. 24:45) Wayɛ saa wɔ akwan pii so ama yɛn, nanso yɛnhwɛ emu baako. Ɛno ne ɔmantam nhyiam ahorow a wɔyɛ maa yɛn wɔ bere a ɛfata mu fi afe 2016 kosi afe 2018 no. Su ahorow a ehia sɛ yenya bere a Yehowa da no rebɛn no, ɔkasa ahorow a wɔmae wɔ saa nhyiam no ase no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhyɛ mu den. w19.10 14 ¶2; 16 ¶10; 17 ¶12

Benada, February 16

Muntumi nnidi wɔ “Yehowa pon” so ne adaemone pon so.​—1 Kor. 10:21.

Sɛ yenya mene aduan no a, yenni so tumi bio, efisɛ nneɛma bi kɔ so wɔ yɛn nipaduam ma nnuannuru a ɛwɔ aduan no mu wurawura yɛn nipadua mu. Sɛ yedi aduan pa a, ebetumi ama yɛn mpɔw mu ayɛ den, nanso sɛ yedi aduan bɔne a, ɛbɛma yɛayare. Ebia yɛrenhu nsunsuanso no amonom hɔ ara, nanso ɛyɛ dɛn ara a ɛbɛda adi. Saa ara na sɛ yɛpɛ sɛ yenya biribi de gyigye yɛn ani a, yebetumi apaw nea yɛpɛ. Nanso, sɛ yenya de ade ko no gye yɛn ani a, sɛnea ɛbɛyɛ adwuma wɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu de, yenni so tumi. Sɛ yɛde nneɛma a ɛfata gye yɛn ani a, ebetumi ama yɛn koma atɔ yɛn yam, nanso sɛ yɛde nneɛma a enye gye yɛn ani a, ebetumi apira yɛn. (Yak. 1:14, 15) Sɛ yɛde nneɛma a enye gye yɛn ani a, ebia yɛrenhu nsunsuanso biara amonom hɔ ara, nanso bere bi akyi no ɛbɛda adi. Wei nti, Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa; efisɛ nea ogu ma ne honam no fi ne honam mu betwa ɔporɔw.” (Gal. 6:7, 8) Enti, anigyede biara a ɛma nkurɔfo ani gye nneɛma a Yehowa kyi ho no, ɛho hia paa sɛ yeyi fi yɛn akwan mu.—Dw. 97:10. w19.10 30 ¶12-14

Wukuda, February 17

Munsuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na monkɔ so nnantew ɔdɔ mu.​—Efe. 5:1, 2.

Yehowa de ne Ba no ama yɛn sɛ agyede de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. (Yoh. 3:16) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua ɔdɔ a Yehowa wɔ no bi? Ɛsɛ sɛ yebu yɛn nua Kristoni biara sɛ ɔsom bo, na sɛ “oguan a wayera” san ba Yehowa nkyɛn a, yɛde anigye gye no fɛw so. (Dw. 119:176; Luka 15:7, 10) Sɛ yetu yɛn ho ma boa yɛn nuanom Kristofo bere a wɔwɔ ahohia mu a, yɛma wohu sɛ yɛdɔ wɔn. (1 Yoh. 3:17) Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wonyi wɔn yam nna ɔdɔ adi. (Yoh. 13:34, 35) Saa ahyɛde a Yesu de mae no yɛ foforo. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛhwehwɛ sɛ Kristofo da ɔdɔ adi wɔ ɔkwan soronko so. Nanso, Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no de, na ɛnhwehwɛ sɛ wɔyɛ saa. Ahyɛde foforo no ne sɛ: Ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo sɛnea Yesu dɔɔ yɛn no. Saa ahyɛde no hwehwɛ sɛ yeyi yɛn yam da ɔdɔ adi. Ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom sen sɛnea yɛdɔ yɛn ho. Sɛnea Yesu yɛ maa yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom araa ma sɛ ɛho behia sɛ yɛde yɛn nkwa bɔ afɔre ma wɔn a, yɛbɛyɛ saa. w19.05 4 ¶11-13

Yawda, February 18

Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom na wobebue mo.​—Luka 11:9.

Sɛ yɛpɛ sɛ honhom kronkron boa yɛn a, ɛnsɛ sɛ yegyae mpaebɔ da. (Luka 11:13) Yesu mfatoho a ɛwɔ Luka 11:5-9 no boa yɛn ma yehu nea enti a Yehowa bɛma yɛn honhom kronkron. Ná ɔbarima a ɔwɔ mfatoho no mu no pɛ sɛ ɔsom ɔhɔho a wanya no yiye. Ná ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔma ɔhɔho a ɔbaa ne hɔ anadwo dasum no aduan, nanso na onni biribiara a ɔde bɛma no. Yesu kaa sɛ esiane sɛ ɔbarima no guan ne fipamfo no ho nti, ɔmaa no paanoo. Dɛn na na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ? Onipa a ɔnyɛ pɛ mpo, sɛ ne fipamfo guan ne ho ma enti ɔpɛ sɛ ɔboa no a, hwɛ mpɛn dodow ara a yɛn soro Agya a ne yam ye no de honhom kronkron bɛma wɔn a wɔkɔ so bisa no no! Enti, yebetumi abɔ mpae na yɛanya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn honhom kronkron a, ɔbɛma yɛn. (Dw. 10:17; 66:19) Ɛmfa ho sɛ Satan atu n’ani asi yɛn so no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yebedi nkonim. w19.11 13 ¶17-19

Fida, February 19

Mommra mmɛsen nkɔhyɛ baabi nhome kakra.​—Mar. 6:31.

Ná Yesu nim sɛ ɛtɔ da a ehia sɛ ɔne n’asomafo no gye wɔn ahome. Nanso, nnipa pii a na wɔwɔ Yesu bere so ne nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no pii te sɛ ɔdefo a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho mu no. Saa ɔdefo no kaa wɔ ne tirim sɛ: “Dwudwo wo ho, didi, nom, gye w’ani.” (Luka 12:19; 2 Tim. 3:4) Ná ɛyɛ no sɛ ade a ɛho hia paa wɔ asetenam ne sɛ obi begye n’ahome na wagye n’ani. Nanso, Yesu ne n’asomafo no amma nneɛma a wɔbɛyɛ de agye wɔn ani anyɛ ade titiriw wɔ wɔn asetena mu. Ɛnnɛ nso yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua Yesu; yɛde bere a yɛmfa nkɔ adwuma no bi gye yɛn ahome. Yɛde bi nso ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo de yɛ wɔn papa, na yɛde bi nso kɔ Kristofo nhyiam. Nokwasɛm ne sɛ, asuafoyɛ adwuma no ne asafo nhyiam a yɛbɛkɔ ho hia yɛn paa, enti yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ saa nneɛma no ama Yehowa. (Heb. 10:24, 25) Sɛ yetu kwan mpo a, nneɛma a daa yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu no, yɛbɛkɔ so ayɛ; yɛbɛkɔ asafo nhyiam wɔ baabiara a yɛwɔ, na yɛahwehwɛ hokwan biara de adi nkurɔfo a yehyia wɔn no adanse.​—2 Tim. 4:2. w19.12 7 ¶16-17

Memeneda, February 20

Munwie ne yɛ.​—2 Kor. 8:11.

Yehowa ma yɛn kwan ma yɛbɔ yɛn bra sɛnea yɛpɛ. Ɔkyerɛ yɛn sɛnea yebesisi gyinae pa, na sɛ yesisi gyinae a ɛsɔ n’ani a, ɔboa yɛn ma esi yɛn yiye. (Dw. 119:173) Sɛ yɛde nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu bɔ yɛn bra a, yebesisi gyinae pa. (Heb. 5:14) Sɛ yesi gyinae pa mpo a, ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ nea yɛasi ho gyinae no. Yɛnhwɛ nhwɛso ahorow bi: Onua aberante bi sii gyinae sɛ ɔbɛkenkan Bible mũ no nyinaa. Ofii ase no, na ɛrekɔ kama nanso nnawɔtwe kakra akyi na ogyaee. Onuawa bi sii gyinae sɛ ɔbɛyɛ daa kwampaefo, nanso da biara na otu hyɛ da. Asafo bi mu mpanyimfo nyinaa sii gyinae sɛ wɔbɛtaa asrasra asafo no mufo, nanso abosome pii twaam a wɔanyɛ ho hwee. Tebea a yɛaka ho asɛm yi, emu biara nko nanso ade baako da adi wɔ ne nyinaa mu. Ɛne sɛ, nea wɔn mu biara sii gyinae sɛ ɔbɛyɛ no, wanyɛ. w19.11 26 ¶1-2

Kwasida, February 21

Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba.​—Mmeb. 21:5.

Yesu de yɛn bere yi totoo “Noa nna no” ho, na biribiara kyerɛ sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. (Mat. 24:37; 2 Tim. 3:1) Wei nti, awarefo bi asi gyinae sɛ wɔbɛtwentwɛn wɔn awo so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bere pii bɛyɛ Yehowa som adwuma. Awarefo a wosusuw ade ho kɔ akyiri no, sɛ wɔresusuw ho ahwɛ sɛ wɔbɛwo anaa wɔrenwo, anaasɛ mma ahe na wɔbɛwo a, ‘wɔtena ase sēsē’ ansa. (Luka 14:28, 29) Awofo a wɔwɔ suahu wɔ mmofra ntetee mu ka sɛ ɛnyɛ sika nko na ehia, na mmom egye bere ne ahoɔden nso. Enti, ɛho hia sɛ awarefo susuw saa nsɛmmisa yi ho: ‘Ɛsɛ sɛ yɛn mmienu yɛ adwuma na ama yɛn abusua no anya nea yehia anaa? Nneɛma a yɛn abusua hia paa no, yɛn adwene hyia wɔ ho? Sɛ yɛn mmienu nyinaa bɛyɛ adwuma a, hena na ɔbɛhwɛ yɛn mma no? Henanom na yɛn mma no besuasua wɔn?’ Sɛ awarefo tɔ wɔn bo ase susuw saa nsɛmmisa yi ho a, na wɔretie afotu a ɛwɔ nnɛ asɛm no mu. w19.12 23 ¶6-7

Dwoda, February 22

‘Eyinom ne me mfɛfo adwumayɛfo wɔ Onyankopɔn ahenni no fam, na wɔabɛyɛ aboafo a wɔahyɛ me den.’​—Kol. 4:11.

Ɔsomafo Paul hyiaa ɔhaw a ɛde ne nkwa too asiane mu mpɛn pii. (2 Kor. 11:23-28) Ná “ɔhonam mu nsɔe” bi nso reteetee no; ɛbɛyɛ sɛ na yare bi na ɛrehaw no. (2 Kor. 12:7) Afei nso, Dema a na ɔne no yɛ ɔsom adwuma no gyaw no hɔ esiane “mprempren wiase nhyehyɛe ho dɔ nti.” Wei maa Paul abam bui. (2 Tim. 4:10) Ná Paul yɛ Kristoni a wɔde honhom kronkron asra no. Ná ɔwɔ akokoduru, na na oyi ne yam boa afoforo, nanso ɛtɔ da a na otumi di awerɛhow. (Rom. 9:1, 2) Paul nyaa awerɛkyekye ne mmoa a na ohia. Onya fii he? Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa nam ne honhom kronkron so hyɛɛ no den. (2 Kor. 4:7; Filip. 4:13) Yehowa faa Paul nuanom Kristofo nso so kyekyee ne werɛ. Anuanom a na Paul ne wɔn yɛ ɔsom adwuma no, ɔkaa ebinom ho asɛm sɛ, ‘wɔyɛ aboafo a wɔhyɛɛ no den’ anaa wɔkyekyee ne werɛ. (Kol. 4:11) Wɔn mu bi a ɔbobɔɔ wɔn din ne Aristarko, Tihiko, ne Marko. Wɔhyɛɛ Paul den, na wɔboaa no ma ogyinaa ɔhaw a ohyiae ano. w20.01 8 ¶2-3

Benada, February 23

‘Wama mo koma ani atew.’​—Efe. 1:18.

Yesu ma ɛdaa adi sɛ, sɛ ‘wɔsan wo obi bio’ anaa ‘wofi honhom mu wo obi’ a, sɛnea ɛte no, sɛ wɔmfaa honhom kronkron nsraa obi a, wokyerɛkyerɛ mu sɛ dɛn ara a, ɔrente ase. (Yoh. 3:3-8) Sɛ wɔsra Kristoni bi a, sɛnea osusuw nneɛma ho no sesa. Adɛn ntia? Bere a Yehowa mfaa ne honhom nsraa Kristoni bi no, na onii no ani gye anidaso a ɛne sɛ nnipa bɛtena asase so daa no ho paa. Ná onii no hwɛ kwan paa sɛ bere bi bɛba a, Yehowa beyi abɔnefosɛm nyinaa afi hɔ na wama asase adan paradise. Ebetumi aba sɛ na onii no de n’adwene bu bere a ɔde anigye bɛma ne busuani anaa n’adamfo bi a wɔanyan no akwaaba. Nanso bere a wɔde honhom kronkron sraa no no, sɛnea osusuw nneɛma ho no sesae. Adɛn ntia? Ɛnyɛ sɛ onyaa adwene sɛ anidaso a ɛne sɛ ɔbɛtena asase so daa no nni mũ bio. Afei nso, ɛnyɛ awerɛhow anaa amane a ɔrehu wɔ asase so nti na ɔsesaa n’adwene. Ɛnyɛ sɛ ebesii ne tirim sɛ, sɛ ɔtena asase so daa a, asetena bɛfono no. Mmom no, Yehowa na ɔde ne honhom kronkron sesaa sɛnea onii no susuw nneɛma ho ne anidaso a na ɛda ne koma so no. w20.01 22 ¶9-11

Wukuda, February 24

Momma ɔkra biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase.​—Rom. 13:1.

Atemmufo ne mpanyimfo a na wɔhyɛ Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo ase no, ɛnyɛ nsɛm a ɛfa Yehowa som ho nko ara na na wodi, na mmom na wodi akasakasa a ɛsɔre wɔ nkurɔfo ntam ne nsɛm a ɛfa nsɛmmɔnedi ho. Nanso, “Kristo mmara no” ase de, sɛ obi yɛ bɔne a, asɛm no fã a ɛfa Yehowa som ho nko ara na mpanyimfo no di. (Gal. 6:2) Asafo mu mpanyimfo nim sɛ Onyankopɔn ama aban mpanyimfo tumi sɛ wonni akasakasa a ɛsɔre wɔ nkurɔfo ntam ne nea ɛfa nsɛmmɔnedi ho. Enti aban mpanyimfo no wɔ tumi sɛ wɔtwe nkurɔfo aso; ebi ne sɛ wɔbɛbɔ wɔn ka anaasɛ wɔde wɔn begu afiase. (Rom. 13:2-4) Sɛ asafo no muni bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, asɛm no fã a ɛfa Yehowa som ho no, sɛn na mpanyimfo no di ho dwuma? Mpanyimfo no de Kyerɛwnsɛm no hwehwɛ asɛm no mu, na wosi ho gyinae. Wɔmma wɔn werɛ mmfi sɛ ɔdɔ na wogyinaa so hyehyɛɛ Kristo mmara no. Ɔdɔ a mpanyimfo no wɔ nti, wosusuw nea edidi so yi ho: Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ de boa asafo no muni bi a obi ayɛ no bɔne? Nea wayɛ bɔne no, ɔdɔ a mpanyimfo no wɔ nti, wosusuw ho hwɛ sɛ: Wanu ne ho anaa? Mpanyimfo no bisa wɔn ho sɛ: Yebetumi aboa no ama ɔne Yehowa ntam asan ayɛ kama anaa? w19.05 7 ¶23-24

Yawda, February 25

Agya no nti na mete ase.​—Yoh. 6:57.

Yesu gye toom sɛ ne nkwa fi n’Agya hɔ na ɔno na ɔma ɔkɔ so tena ase bere a ɔkaa nnɛ asɛm no. Yesu de ne ho too n’Agya so koraa, na Yehowa nso ma onyaa nea ohia wɔ asetena mu. Nea ehia paa ne sɛ, Yehowa boaa Yesu ma odii no nokware. (Mat. 4:4) Bio nso, Yehowa ma yenya nea ɛbɛma yɛne ne ntam ayɛ kama. Ɔnam n’Asɛm no so ama yɛahu ne ho nokwasɛm, nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ, nea enti a ɔbɔɔ yɛn, ne nea ebesi daakye. Bere a yefii ase suaa nokware no, ɔnam yɛn awofo anaa obi foforo so boaa yɛn ma yesuaa ne ho ade. Nanso wamma anso hɔ ara; ɔnam asafo mu mpanyimfo a wɔdɔ yɛn ne anuanom mmarima ne mmea a wɔn ho akokwaw so kɔ so boa yɛn. Afei nso, Yehowa nam asafo nhyiam so kyerɛkyerɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo nyinaa. Enti Yehowa nam saa akwan yi ne akwan foforo so ma yehu sɛ ɔyɛ yɛn Agya na odwen yɛn nyinaa ho.​—Dw. 32:8. w20.02 3 ¶8; 5 ¶13

Fida, February 26

Momma yenni nneɛma a ɛde asomdwoe ba, ne nneɛma a ɛhyɛ yɛn den akyi.​—Rom. 14:19.

Sɛ yɛma yɛn ani bere afoforo a yɛrentumi ne wɔn ntena asomdwoe mu. Ehia sɛ yetu ahoɔyaw ase fi yɛn mu, na yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ nneɛma a ɛbɛma afoforo ani abere yɛn. Dɛn pɔtee na yebetumi ayɛ de aboa afoforo ama wɔayi ahoɔyaw afi wɔn mu, na dɛn na yebetumi ayɛ ama asomdwoe atena yɛn ntam? Yɛn suban ne yɛn nneyɛe betumi anya afoforo so tumi kɛse. Wiase no pɛ sɛ yɛde nneɛma a yɛwɔ “hoahoa” yɛn ho. (1 Yoh. 2:16) Nanso sɛ obi yɛ saa a, ebetumi ama afoforo ani abere no. Nneɛma a yɛwɔ anaa nneɛma a yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛtɔ no, sɛ yɛamfa ho asɛm anguan nkurɔfo asom a, ɛremma wɔn ani mmere yɛn. Ade foforo a yebetumi ayɛ na afoforo ani ammere yɛn ne sɛ, hokwan a yɛwɔ wɔ asafo no mu no, yɛremfa ntu yɛn ho. Sɛ yɛtwe adwene ba hokwan a yɛwɔ wɔ asafo no mu so a, ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ afoforo ani bɛbere yɛn. Nanso, sɛ yɛma afoforo hu sɛ yedwen wɔn ho, na yɛkamfo wɔn wɔ nneɛma pa a wɔyɛ ho a, yɛma wɔn ani sɔ nea wɔwɔ na yɛma asomdwoe ne baakoyɛ tena asafo no mu. w20.02 18 ¶15-16

Memeneda, February 27

Ne su horow a wonhu no ada adi pefee fi wiase bɔ so, efisɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu.​—Rom. 1:20.

Wubetumi ahwɛ Yehowa abɔde na woasua biribi afa ne ho. (Adi. 4:11) Afifide ne mmoa a Yehowa abɔ no, dwinnwen ho, na wubehu sɛ ɔwɔ nyansa. Sɛnea Yehowa ayɛ wo nipadua ma ɛyɛ nwonwa no, sua ho ade kakra. (Dw. 139:14) Wo de, dwinnwen tumi a Yehowa de ahyɛ owia no mu ho hwɛ. Nanso nsoromma ɔpepepem pii a ɛwɔ wim no, owia no yɛ emu baako pɛ. (Yes. 40:26) Woyɛ saa a, wubenya obu kɛse ama Yehowa. Ɛwom, wunim sɛ Yehowa yɛ onyansafo na ɔwɔ tumi, nanso ɛnyɛ ɛno nko ara na ehia sɛ wuhu na ama wo ne no atumi afa adamfo. Sɛ wopɛ sɛ wo ne n’adamfofa mu yɛ den a, ɛsɛ sɛ wusua ne ho ade pii. Ɛsɛ sɛ wugye di sɛ Yehowa dwen wo ho paa. Kae sɛ “sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no.” (1 Be. 28:9) Yehowa ka sɛ, ‘matwe wo’ aba me nkyɛn. (Yer. 31:3) Sɛ wokɔ so kyerɛ nea Yehowa ayɛ ama wo nyinaa ho anisɔ a, ɔdɔ a wowɔ ma no no mu bɛyɛ den. w20.03 4 ¶6-7

Kwasida, February 28

Yɛmpa abaw esiane ɔsom adwuma a . . . yɛn nsa aka yi nti.​—2 Kor. 4:1.

Sɛnea ɔsomafo Paulo de ɔsom adwuma no dii kan wɔ n’asetenam no, ɛyɛ nhwɛso pa ma yɛn. Bere a ɔwɔ Korinto wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so mmienu mu no, na ne sika reyɛ asa, enti ɛho behiae sɛ ɔde bere kakra yɛ ntamadan hwɛ ne ho. Paulo yɛɛ saa adwuma no de hwɛɛ ne ho bere a ɔreyɛ ɔsom adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi aka asɛmpa no akyerɛ Korintofo no “kwa,” anaa ɔrenyɛ adesoa mma wɔn. (2 Kor. 11:7) Ɛwom sɛ ɛho behiae sɛ na Paulo yɛ adwuma de hwɛ ne ho de, nanso ɔkɔɔ so de ɔsom adwuma no dii kan wɔ n’asetenam; Homeda biara na ɔka asɛmpa no. Bere a nneɛma totɔɔ yiye maa Paulo no, otumi de bere pii yɛɛ asɛnka adwuma no. Ɔde “ne bere nyinaa kaa asɛm no, na odii Yudafo adanse kyerɛe sɛ Yesu ne Kristo no.” (Aso. 18:3-5; 2 Kor. 11:9) Akyiri yi, bere a wɔde Paulo too afiase wɔ ne fie mfe mmienu wɔ Rome no, odii ahɔho a wɔbɛsraa no no adanse, na ɔkyerɛw nkrataa nso. (Aso. 28:16, 30, 31) Ná Paulo asi ne bo sɛ ɔremma biribiara ntwitware ne som adwuma mu. w19.04 4 ¶9

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena