March
Dwoda, March 1
“Montew mo ho,” Yehowa na ose, “na mommfa mo nsa nnka nea ɛho ntew.”—2 Kor. 6:17.
Sɛ yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo a wɔwɔ yɛn ho adwempa mpo hyɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nhyɛ nneyɛe bi a ɛfa awufo ho a ɛne Bible nhyia mu a, ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne n’Asɛm no ho anigye a yɛwɔ no bɛhyɛ yɛn den ama yɛatie Yehowa. Ebia wɔbɛyɛ biribi de ahyɛ yɛn aniwu; ebia wɔbɛka sɛ na yɛnnɔ nea wawu no anaa yemmu no. Anaasɛ ebia wɔbɛka sɛ nea yɛreyɛ no bɛma nea wawu no ayɛ wɔn a wɔte ase no bɔne bi. Caribbean man bi so no, nnipa pii gye di sɛ, sɛ obi wu a ne “saman” tumi ba fie bɛtwe nkurɔfo a wɔne no anni no yiye aso. Nhoma bi ka sɛ “saman” no tumi “haw mpɔtam hɔfo” mpo. Afrika aman bi so no, sɛ obi wu a, wɔyɛ amanne bi. Wɔkatakata nhwehwɛ a ɛwɔ nea wawu no fie anim, na wɔdannan mfoni a ɛwɔ hɔ anim kyerɛ afasu. Adɛn nti na wɔyɛ saa? Ebinom kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ awufo hu wɔn ankasa mfoni anaa wohu wɔn ho wɔ ahwehwɛ mu! Yɛyɛ Yehowa asomfo, enti yennye gyidihunu biara nni, anaa yɛmfa yɛn ho nhyɛ nneyɛe biara a ɛbɛma Satan atosɛm atrɛw mu!—1 Kor. 10:21, 22. w19.04 16 ¶11-12
Benada, March 2
Biribiara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.—Mat. 7:12.
Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no nnyinasosɛm a ɛbɛboa wɔn ama wɔne afoforo adi no yiye. Wo de, yɛnhwɛ Yesu asɛm a ɛne sɛ biribiara a yɛpɛ sɛ afoforo yɛ ma yɛn no, yɛnyɛ saa ara mma wɔn no. Yɛn nyinaa pɛ sɛ afoforo ne yɛn di no yiye. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛne afoforo di no yiye. Sɛ yɛyɛ saa a, ebia ɛbɛma wɔne yɛn adi no yiye. Na sɛ obi ne yɛn adi no yayaayaw bere a yɛnyɛɛ no hwee nso ɛ? Yesu san ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wonnya ahotoso sɛ Yehowa ‘bebu atɛntrenee ama wɔn a wɔteɛm frɛ no awia ne anadwo no.’ (Luka 18:6, 7) Yebetumi aka sɛ saa asɛm no yɛ bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ: Yɛn Nyankopɔn a obu atɛntrenee no nim sɔhwɛ a yɛrefa mu wɔ nna a edi akyiri yi mu, na ne bere so a, obebu atɛntrenee ama yɛn. (2 Tes. 1:6) Sɛ yɛde nnyinasosɛm a Yesu kyerɛkyerɛe no yɛ adwuma a, yɛne afoforo bedi no yiye. Sɛ afoforo ne yɛn adi no yayaayaw wɔ Satan wiase yi mu a, yebetumi anya awerɛkyekye, efisɛ yenim sɛ Yehowa bebu atɛntrenee ama yɛn. w19.05 5 ¶18-19
Wukuda, March 3
Monyɛ krado bere biara sɛ mode anoyi bɛma obiara a obebisa anidaso a ɛwɔ mo mu no ho asɛm, nanso monyɛ no odwo ne obu a emu dɔ mu.—1 Pet. 3:15.
Woyɛ ɔbabun a wokɔ sukuu anaa? Ebia wo sukuufo nyinaa gye di sɛ ɛnyɛ obi na ɔbɔɔ nnipa, na mmom nnipa ankasa na wɔbae. Ebia w’ani gye ho sɛ wobɛma wɔahu sɛ Bible kyerɛkyerɛ sɛ wɔbɔɔ nnipa, nanso ebia w’adwene yɛ wo sɛ worentumi nyɛ saa. Sɛ ɛte saa a, ɛnde ehia sɛ wusua ho ade! Nneɛma mmienu na wubetumi de asi w’ani so: (1) w’ankasa wobɛhyɛ gyidi a wowɔ sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no mu den, na afei (2) woasua sɛnea wobɛkyerɛkyerɛ nea wugye di mu yiye. (Rom. 1:20) Wubetumi adi kan abisa wo ho sɛ, ‘Nsɛm bɛn na me sukuufo ka de kyerɛ sɛ wogye di sɛ ɛnyɛ obi na ɔbɔɔ nnipa?’ Afei, tɔ wo bo ase yɛ asɛm no ho nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu. Sɛ ɛyɛ wo sɛ worentumi nkyerɛkyerɛ nea wugye di mu a, wubehu sɛ wubetumi akyerɛkyerɛ mu ma ayɛ wo nwonwa. Nea enti a nnipa dodow no ara gye di sɛ ɛnyɛ obi na ɔbɔɔ nnipa ne sɛ, obi a wobu no na aka saa akyerɛ wɔn. Sɛ wunya ho nkyerɛkyerɛmu bi a, wubetumi ne obi a ɔpɛ sɛ ohu nokware no asusuw ho ama atɔ n’asom.—Kol. 4:6. w19.05 29 ¶13
Yawda, March 4
Sɛnea ɔbarima bi maame kyekye ne werɛ no, saa ara na me nso mɛkɔ so akyekye mo werɛ.—Yes. 66:13.
Bere a na nkurɔfo repɛ odiyifo Elia akum no na ɔreguan no, n’abam bui araa ma ne yam a na anka wawu. Yehowa somaa ɔbɔfo hoɔdenfo bi sɛ ɔnkɔsra ɔbarima a n’abam abu no. Ɔbɔfo no maa Elia nsa kaa nea na ohia saa bere no. Ɔmaa Elia aduan a ɛyɛ hyew, na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ onni. (1 Ahe. 19:5-8) Saa asɛm no ma yehu nokwasɛm bi a mfaso wɔ so pa ara: Ɛtɔ da a, sɛ yeyi yɛn yam yɛ biribi ketewaa bi ma obi a, etumi boa no pa ara. Sɛ yɛn nua bi rehu amane na yɛpɛ sɛ yɛma ohu sɛ yɛdɔ no, na yedwen ne ho a, yebetumi ayɛ aduan ama no, yɛakyɛ no biribi ketewa bi, anaa yɛakyerɛw asɛm tiawa bi akɔma no de aka ne koma ato ne yam. Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛne no besusuw ne kokoam asɛm bi ho, anaa yɛne no bɛbɔ asɛm a ɛyɛ yaw a ato no no ho nkɔmmɔ mpo a, yebetumi ayɛ nea yɛaka ho asɛm yi bi de aboa no. Yehowa nam anwonwakwan so boaa Elia ma otwaa kwantenten kɔɔ Bepɔw Horeb so; baabi a wɔn a na wɔrepɛ no akum no no nsa renka no. Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkyekye wɔn a wɔato wɔn mmonnaa werɛ a, nea edi kan no, ebia ebehia sɛ yɛka wɔn koma to wɔn yam wɔ wɔn fie anaa Ahenni Asa so. w19.05 16 ¶11; 17 ¶13-14
Fida, March 5
Asase mũ no nyinaa besu, . . . Natan fie abusua besu.—Sak. 12:12.
Fa no sɛ worekenkan Sakaria nkɔmhyɛ no ti 12. Ɛhɔ na odiyifo no hyɛɛ Mesia no wu ho nkɔm. (Sak. 12:10) Sɛ wudu nkyekyɛm 12 a, ɛhɔ ka sɛ “Natan fie abusua” bedi Mesia no wu ho awerɛhow yayaayaw. Sɛ́ anka wobɛkan afa so ntɛm akɔ no, wubetumi agyina na woabisa wo ho sɛ: ‘Natan fie anaa n’abusua no de, ɛfa Mesia no ho sɛn?’ Wubetumi ayɛ ho nhwehwɛmu kakra. Sakaria 12:12 twe adwene kɔ 2 Samuel 5:14 so. Wubehu wɔ hɔ sɛ Natan yɛ Ɔhene Dawid mmabarima no mu baako. Sakaria 12:12 san twe adwene kɔ Luka 3:23, 31 so. Ɛhɔ na yehu sɛ Maria nti, na Yesu yɛ Natan aseni pɛɛ. Prɛko pɛ, wo na asɛm no ayɛ wo dɛ yi! Nea na wunim ne sɛ wɔhyɛɛ nkɔm sɛ Dawid abusua mu na Yesu befi aba. (Mat. 22:42) Nanso, na Dawid mmabarima boro 20. Sɛnea Sakaria ka sii so dua sɛ Natan fiefo bedi Yesu wu ho awerɛhow yayaayaw no, wohwɛ a, ɛnyɛ nwonwa? w19.05 30 ¶17
Memeneda, March 6
Munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo, na moasɔ ahwɛ ahu Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mũ.— Rom. 12:2.
Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Sɛ yesua ade daa a, yebetumi ahu sɛ nea yɛasua afi Bible mu no yɛ nokware. Afei nso, yebetumi agye adi pa ara sɛ Yehowa akwankyerɛ na ɛyɛ papa. Ɛba saa a, yebegye ntini, na ‘yɛatintim wɔ gyidi no mu’ te sɛ dua a ase atim. (Kol. 2:6, 7) Kae sɛ obiara rentumi mma wo gyidi nyɛ den, gye sɛ w’ankasa. Enti kɔ so ma tumi a ɛkanyan w’adwene no nyɛ foforo. Bɔ mpae daa; srɛ Yehowa ma ɔmfa ne honhom kronkron mmoa wo. Dwinnwen Onyankopɔn Asɛm ho yiye; kɔ so hwehwɛ wo nsusuwii ne nea ɛma woyɛ nneɛma bi mu. Hwehwɛ nnamfo pa; fa nnamfo a wɔbɛboa wo ama woasesa wo nsusuwii ayɛ no foforo. Woyɛ saa a, wubeyi nsusuwii bɔne biara a Satan wiase no ama woanya afi wo tirim na woatutu “nsusuwii ne ade a ɛkorɔn biara a wɔama so atia Onyankopɔn nimdeɛ” no agu.—2 Kor. 10:5. w19.06 13 ¶17-18
Kwasida, March 7
Ɔsom a ɛho tew na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne eyi: sɛ obi bɛhwɛ nnyanka ne akunafo wɔn ahohia mu.—Yak. 1:27.
Sɛnea Rut kɔɔ so bataa okunafo Naomi ho no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛkɔ so boa wɔn a wɔn dɔfo bi awu. (Rut 1:16, 17) Paula kaa sɛ: “Me kunu wui akyi pɛɛ no, nkurɔfo pii bɛboaa me kyekyee me werɛ. Nanso, bere bi akyi no, nneɛma a nkurɔfo yɛ wɔ wɔn asetenam daa no gyee wɔn bere. Nanso, na m’asetena asesa koraa. Sɛ obi wu na afoforo hu sɛ abosome bi akyi anaa mfe bi akyi mpo, nea ɔredi awerɛhow no hia mmoa ne awerɛkyekye a, ɛboa pa ara.” Nokwasɛm ne sɛ, ɛsono sɛnea obiara te. Ebinom wɔ hɔ a, ɛte sɛ nea asetena foforo a wɔaba mu no kokwaw wɔn ntɛm. Nanso, afoforo de, bere biara a wɔbɛyɛ biribi a na wɔne wɔn dɔfo a wawu no bom yɛ no, wɔkae sɛ wɔahwere ade kɛse. Ɛsono ɔkwan a obiara fa so di awerɛhow. Momma yɛnkae sɛ Yehowa de ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnhwɛ wɔn a wɔn kunu anaa wɔn yere awu, na ɛyɛ asɛyɛde a ɔde ama yɛn. w19.06 24 ¶16
Dwoda, March 8
Mɛkyekyere m’ano bere a ɔdebɔneyɛfo wɔ m’anim yi.—Dw. 39:1.
Sɛ wɔbara yɛn a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ “kommyɛ wɔ ne bere.” (Ɔsɛnk. 3:7) Nsɛm bi wɔ hɔ a, ɛnsɛ sɛ yɛka kyerɛ afoforo. Ebi ne yɛn nuanom din, mmeae a yehyiam, akwan a yɛfa so yɛ asɛnka adwuma, ne akwan a yɛfa so nya honhom fam aduan. Yɛrenka saa nsɛm yi nkyerɛ wiase atumfoɔ; saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛka kyerɛ yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo a wɔwɔ yɛn man mu anaa aman foforo so. Sɛ yɛka kyerɛ wɔn a, yɛde yɛn nuanom bɛto asiane mu. Ɛnsɛ sɛ yɛma nsɛm nketenkete de mpaapaemu ba yɛn mu. Satan nim sɛ, sɛ mpaapaemu wɔ fie bi mu a, ofie no rentumi nnyina. (Mar. 3:24, 25) Wayɛ n’adwene sɛ ɔde mpaapaemu bɛba yɛn mu bere biara. Ɔhwɛ kwan sɛ, sɛ otumi yɛ saa a, yebefi ase ne yɛn ho yɛn ho ako sen sɛ yɛbɛko atia ɔno mmom. Kristofo a wɔn ho akokwaw mpo, sɛ wɔanhwɛ yiye a, saa afiri yi betumi ayi wɔn. Sɛ yɛyere yɛn ho siesie akasakasa biara a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom ntam a, yɛremma kwan mma biribiara mpaapae yɛn mu.—Kol. 3:13, 14. w19.07 11-12 ¶14-16
Benada, March 9
‘Ɛsɛ sɛ Awurade akoa dwo ma nnipa nyinaa, otumi kyerɛkyerɛ.’—2 Tim. 2:24.
Mpɛn pii no, ɛnyɛ nea yɛka na ɛma nkurɔfo tie yɛn, na mmom ɔkwan a yɛfa so ka yɛn asɛm no. Sɛ nkurɔfo hu sɛ yɛn yam ye, yɛyɛ anifere, na yedwen wɔn ho pa ara a, ɛma wɔn ani gye. Yɛnhyɛ wɔn sɛ wontie nea yɛka no. Mmom, adwene a wɔwɔ wɔ nyamesom ho no, yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu nea enti a wokura saa adwene no, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte wɔn ase. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ Paulo ne Yudafo rekasa a, na ɔne wɔn susuw nsɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu ho. Nanso, bere a ɔne Helafo nyansapɛfo a na wɔwɔ Areopago resusuw nsɛm ho no, wammɔ Bible din tẽẽ. (Aso. 17:2, 3, 22-31) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua nea Paulo yɛe no? Sɛ wuhyia obi a onnye Bible nni na wo ne no rebɔ nkɔmmɔ a, ɛbɛyɛ papa sɛ worentwe adwene nsi Bible so tẽẽ. Sɛ wuhu sɛ onii no mpɛ sɛ afoforo behu sɛ ɔrekenkan Bible a, bɔ mmɔden bue kyerɛ no wɔ ɔkwan bi so a obiara renhu; wubetumi abue wɔ fon anaa tablɛt so akyerɛ no. w19.07 21 ¶5-6
Wukuda, March 10
Monhwɛ yiye na biribiara antwetwe mo koma na moankɔsom anyame foforo ankotow wɔn.—Deut. 11:16.
Satan faa anifere kwan so sɔɔ Israelfo no hwɛe sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔasom abosom. Ohui sɛ Israelfo no hia aduan, enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛfa so asɔ wɔn ahwɛ. Bere a Israelfo no duu Bɔhyɛ Asase no so no, na ɛsɛ sɛ wɔfa akwan foforo so yɛ wɔn mfuw. Bere a Israelfo no wɔ Egypt no, na Nil asubɔnten no mu nsu na na wɔde gugu wɔn mfuw so. Nanso Bɔhyɛ Asase no so de, na ɛnyɛ asubɔnten kɛse mu nsu na wɔde yɛ mfuw, na mmom na wɔde osu a ɛtɔ ne obosu na egugu wɔn mfuw so. (Deut. 11:10-15; Yes. 18:4, 5) Enti, na ɛsɛ sɛ Israelfo no sua akwan foforo a wɔbɛfa so ayɛ wɔn mfuw. Adɛn nti na Yehowa bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ abosonsom ho, bere a na ɔreka akwan foforo a wɔbɛfa so ayɛ wɔn mfuw ho asɛm? Ná Yehowa nim sɛ anhwɛ a biribi bɛtwetwe Israelfo no ama wɔakosua akwan a abosonsomfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no fa so yɛ wɔn mfuw no bi. Ná Kanaan akuafo no som Baal, na na Baalsom agye wɔn adwene.—Num. 25:3, 5; Atem. 2:13; 1 Ahe. 18:18. w19.06 3 ¶4-6
Yawda, March 11
Nea mekɔ so bɔ ho mpae ne sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so.—Filip. 1:9.
Bere a ɔsomafo Paulo, Silas, Luka, ne Timoteo duu Filipi, kurow a na ɛhyɛ Roma tumidi ase no, wonyaa nnipa pii a na wɔpɛ sɛ wotie Ahenni no ho asɛmpa no. Saa anuanom nnan a wɔyɛ nsi no boa ma wɔtew asafo wɔ hɔ, na asuafo no nyinaa fii ase hyiaa mu. Ɛbɛyɛ sɛ na wohyiam wɔ Kristoni bea bi a ɔpɛ ahɔhoyɛ a ne din de Lidia fie. (Aso. 16:40) Ankyɛ na asafo foforo no hyiaa nsɛnnennen. Asɛnka adwuma a na saa Kristofo anokwafo no reyɛ no, Satan maa nkurɔfo a wɔn ani nnye nokware no ho sɔre tiaa denneennen. Wɔkyeree Paulo ne Silas hwee wɔn, na wɔde wɔn guu afiase. Bere a woyii wɔn fii afiase no, wɔkɔsraa wɔn a na afei na wɔabɛyɛ asuafo no, na wɔhyɛɛ wɔn nkuran. Ɛno akyi no, Paulo, Silas, ne Timoteo fii kurow no mu, nanso Luka de, ɛbɛyɛ sɛ ɔkaa hɔ. Nneɛma kɔɔ sɛn wɔ asafo a na wɔatew no foforo no mu? Yehowa de ne honhom boaa wɔn a na wɔabɛyɛ Kristofo no ma wɔde nsi ne ahokeka kɔɔ so yɛɛ Yehowa som adwuma no. (Filip. 2:12) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Paulo de wɔn hoahoaa ne ho! w19.08 8 ¶1-2
Fida, March 12
Nea ogye obi hɔ bosea no yɛ akoa ma nea ɔbɔ no bosea no.—Mmeb. 22:7.
Woatu akɔ akɔtena baabi nnansa yi? Sɛ woretu akɔ baabi a, ebetumi ama woabɔ ka, na ɛrenyɛ den koraa sɛ ɛbɛkɔ akɔfa ɛka kɛse abɛto wo so. Nea ɛbɛyɛ a wommɔ ka pii no, mmɔ bosea mfa ntotɔ nneɛma a wunhia ankasa. (Mmeb. 22:3) Ɛtɔ da a, nneɛma tumi teetee yɛn. Ebi ne bere a yɛrehwɛ yɛn dɔfo bi a ɔyare na ebia ɛho abehia sɛ yɛbɔ bosea. Ɛba saa a, ebetumi ayɛ den sɛ yebehu sika dodow a ɛsɛ sɛ yegye. Wuhyia tebea a ɛte saa a, kae sɛ “mpaebɔ ne nkotɔsrɛ” betumi aboa wo ama woasisi gyinae pa. Yehowa betumi abua wo mpaebɔ na wama wo asomdwoe a ‘ɛbɛbɔ wo koma ne wo adwene nsusuwii ho ban,’ na aboa wo na woampere wo ho ansisi gyinae. (Filip. 4:6, 7; 1 Pet. 5:7) Fa nnamfo pa. Ka wo komam asɛm ne nsɛnnennen a wuhyia kyerɛ wo nnamfo pa, titiriw wɔn a ebia wɔafa nea worefa mu no mu pɛn. Sɛ woyɛ saa a, ebetumi ama w’asom adwo wo. (Ɔsɛnk. 4:9, 10) Wo nnamfo a wunyae wɔ baabi a na woyɛ wo som adwuma no de, wɔbɛkɔ so ara ayɛ wo nnamfo. w19.08 22 ¶9-10
Memeneda, March 13
‘Wɔboaboaa wɔn ano kɔɔ Harmagedon.’—Adi. 16:16.
Adɛn nti na Yehowa de ne ko kɛse a etwa to no bataa Megido ho? Yesreel Bon no bɛn Megido; tete no, wodii ako pii wɔ saa mmeae no. Ɛtɔ da a, na Yehowa de ne ho gye saa akodi no mu. Ɛho nhwɛso bi ni. Ná Ɔtemmufo Barak yɛ Israelni; Onyankopɔn boaa no ma odii Kanaan asraafo a na ɔsahene bi a ne din de Sisera di wɔn anim so nkonim wɔ “Megido asu ho.” Barak ne odiyifobea Debora daa Yehowa ase wɔ nkonim a ɛyɛ nwonwa a wodii no ho. Wɔtoo dwom sɛ: “Nsoromma fi soro . . . ne Sisera bɛkoe. . . . Yehowa, ma w’atamfo nyinaa nsɛe . . . , na ma w’adɔfo nyɛ sɛ owia a egyina so denneennen.” (Atem. 5:19-21, 31) Saa ara na wɔbɛsɛe Onyankopɔn atamfo wɔ Harmagedon, na wobegye wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no nkwa. Nanso, nsonsonoe titiriw bi wɔ akodi mmienu no ntam. Harmagedon ko no mu no, Onyankopɔn nkurɔfo renko. Wɔrenkura akode mpo! Nea wɔbɛyɛ ara ne sɛ ‘wɔbɛtena ase komm na wɔde wɔn ho ato’ Yehowa ne n’asafodɔm a wɔwɔ soro no so, na ama ‘wɔanya ahoɔden.’—Yes. 30:15; Adi. 19:11-15. w19.09 9 ¶4-5
Kwasida, March 14
Mommra me nkyɛn.—Mat. 11:28.
Ɔkwan baako a yebetumi afa so akɔ Yesu nkyɛn ne sɛ yebesua nsɛm a ɔkae ne nneɛma a ɔyɛe ho ade sɛnea yebetumi. (Luka 1:1-4) Obiara ntumi nyɛ wei mma yɛn; ɛsɛ sɛ yɛn ankasa na yesua ho ade. Ɔkwan foforo a yɛfa so kɔ Yesu nkyɛn ne sɛ yebesi gyinae abɔ asu abɛyɛ Kristo suani. Ɔkwan foforo nso a yebetumi afa so akɔ Yesu nkyɛn ne sɛ, yɛbɛkɔ asafo mu mpanyimfo nkyɛn bere a yehia mmoa. Yesu nam saa ‘nnipa a wɔyɛ akyɛde’ yi so hwɛ ne nguan. (Efe. 4:7, 8, 11; Yoh. 21:16; 1 Pet. 5:1-3) Ɛsɛ sɛ yetu anammɔn kɔ wɔn nkyɛn kɔhwehwɛ mmoa. Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ asafo mu mpanyimfo behu nea ɛrekɔ so wɔ yɛn tirim na wɔahu nea yehia. Ma yɛnhwɛ asɛm a onua bi a ne din de Julian kae: “Mema wɔboaa me, na akyɛde a ɛsom bo sen biara a manya wɔ m’asetenam no, saa mpanyimfo nsrahwɛ no ka ho.” Asafo mu mpanyimfo a wodi nokware te sɛ mpanyimfo mmienu a wɔkɔsraa Julian no betumi aboa yɛn ama yɛahu “Kristo adwene.” Nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔbɛboa yɛn ama yɛahu Yesu nsusuwii ne ne suban, na yɛasuasua no. (1 Kor. 2:16; 1 Pet. 2:21) Mmoa a ɛte saa ka akyɛde a ɛsen biara a mpanyimfo no betumi de ama yɛn no ho. w19.09 21 ¶4-5
Dwoda, March 15
Mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu.—Yoh. 10:16.
Yɛkenkan Kyerɛwnsɛm no a, yehu mmarima ne mmea a na wɔwɔ gyidi a Onyankopɔn honhom kyerɛɛ wɔn kwan; nanso wɔnka 144,000 no ho. Wɔn mu baako ne Yohane Suboni no. (Mat. 11:11) Dawid nso ka ho. (Aso. 2:34) Wobenyan wɔne nnipa foforo pii ama wɔabɛtena paradise wɔ asase so. Saa nkurɔfo yi nyinaa ne nnipakuw kɛse no benya hokwan akyerɛ sɛ wodi Yehowa nokware, na wɔtaa ne tumidi akyi. Sɛnea Onyankopɔn aboaboa nnipa ɔpepem pii ano afi aman nyinaa mu ama wɔde baakoyɛ resom no no, ɛmmaa saa da wɔ abakɔsɛm mu. Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛtena soro oo, asase so oo, ehia sɛ yɛboa nnipa dodow biara a yebetumi ma wɔbɛka “nguan foforo” no mu nnipakuw kɛse no ho. Ɛrenkyɛ, Yehowa de ahohiahia kɛse a wahyɛ ho nkɔm no bɛba abɛsɛe aban ahorow ne ɔsom ahorow a wɔama nnipa ahu amane no. Hwɛ sɛnea nnipakuw kɛse no mufo nyinaa benya hokwan kɛse de asom Yehowa wɔ asase so daa!—Adi. 7:14. w19.09 31 ¶18-19
Benada, March 16
‘Nna a edi akyiri no mu no, afɛwdifo bedi fɛw.’—2 Pet. 3:3.
Bere a Satan wiase yi rekɔ awiei no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebehyia nokware a yebedi ama Onyankopɔn ne n’Ahenni no ho sɔhwɛ a emu yɛ den. Ebetumi aba sɛ nkurɔfo bɛkɔ so de wɔn ani asi yɛn so adi yɛn ho fɛw. Ade baako a ɛbɛma wɔayɛ yɛn saa ne sɛ, yenni Satan wiase no fã biara. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho di nokware na ama yɛakɔ so adi nokware wɔ ahohiahia kɛse no mu. Ahohiahia kɛse no mu no, anuanom mmarima a wodi nneɛma anim no, nsakrae bɛba mu. Edu baabi a, wɔbɛfa Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa afi asase so akɔ soro ama wɔakɔ Harmagedon ko no bi. (Mat. 24:31; Adi. 2:26, 27) Wei kyerɛ sɛ yɛrennya Akwankyerɛ Kuw no wɔ asase so bio. Nanso nnipakuw kɛse no bɛkɔ so ayɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Anuanom mmarima a wɔfata a wɔyɛ nguan foforo no mufo bedi nneɛma anim. Ebehia sɛ yetie saa anuanom yi na yɛde akwankyerɛ a Onyankopɔn nam wɔn so de bɛma yɛn no yɛ adwuma; yɛyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yedi Yehowa nokware. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya nkwa a, ebehia sɛ yetie wɔn akwankyerɛ! w19.10 17 ¶13-14
Wukuda, March 17
Baabi a wobɛkɔ no, ɛhɔ na mɛkɔ . . . Nea wubewu no, ɛhɔ ara na mewu.—Rut 1:16, 17.
Naomi yɛ ɔbea a na odi nokware, na na ɔdɔ Yehowa. Nanso bere a ne kunu ne ne mmabarima mmienu wui no, na ɔpɛ sɛ ɔsesa ne din Naomi na wɔfrɛ no “Mara,” a nea ɛkyerɛ ne, nwenenwene. (Rut 1:3, 5, 20, 21) Naomi asebea Rut kɔɔ so bataa Naomi ho wɔ ne sɔhwɛ nyinaa mu. Rut boaa Naomi ma onyaa nneɛma a ohia, na ɔsan nso kyekyee ne werɛ. Rut yii ne yam kaa asɛm tiawa bi de kyerɛe sɛ ɔdɔ Naomi, na ɔtaa n’akyi. Sɛ yɛn nua Kristoni bi kunu anaa ne yere wu a, obehia yɛn mmoa. Yebetumi de ɔbea ne okunu atoto nnua mmienu a ɛbata ho a ɛbom nyin ho. Mfe bi akyi no, nnua mmienu no ntini bobare ho. Sɛ nnua no baako ase tutu na ewu a, etumi ka dua baako a aka no pa ara. Saa ara na sɛ yɛn tamfo a ɔne owu fa obi kunu anaa obi yere a, obetumi adi yaw mfe pii. w19.06 23 ¶12-13
Yawda, March 18
Nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada.—Yak. 1:14.
Ɛnyɛ nea yɛde gyigye yɛn ani nko na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ no yiye, na mmom, bere dodow a yɛde yɛ saa nso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ no yiye. Sɛ yɛanyɛ saa a, yɛde bere pii begye yɛn ani asen nea yɛde som Yehowa. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ wuhu bere dodow a wode gye w’ani. Enti wubetumi ayi nnawɔtwe baako asi hɔ, na bere dodow a wode begye w’ani wɔ saa nnawɔtwe no mu no, woakyerɛw ato hɔ. Bere dodow a wode hwɛ TV, nea wode kyinkyin Intanɛt so, ne nea wode bɔ game wɔ wo fon anaa tablɛt so no, kyerɛw wɔ kalenda so. Sɛ wuhu sɛ wosɛe bere wɔ anigyede ho dodo a, bɔ mmɔden yɛ nhyehyɛe. Di kan yi bere si hɔ a wode bɛyɛ nneɛma a ɛho hia paa, na afei yi bi fa yɛ nneɛma a wode begyigye w’ani. Ɛno akyi no, srɛ Yehowa na ɔmmoa wo na woatumi adi nhyehyɛe a woayɛ no so. Woyɛ saa a, wubenya bere ne ahoɔden a ɛsɛ sɛ wode sua Bible, nea wode bɛyɛ abusua som, ne nea wode bɛkɔ asafo nhyiam. Afei wubenya bere de ayɛ asɛnka adwuma no na ama woasom Yehowa. Afei nso, w’ahonim remmu wo fɔ wɔ bere a wode gye w’ani ho, efisɛ wode Yehowa adi kan. w19.10 30 ¶14, 16; 31 ¶17
Fida, March 19
Ɔpɛ no de ɛwɔ hɔ, nanso tumi a mede bɛyɛ papa no nni hɔ.—Rom. 7:18.
Bɛyɛ afe 55 Y.B. no, Korintofo no sii gyinae titiriw bi. Wɔtee sɛ ahia wɔn nuanom a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea, na asafo ahorow a aka no regyigye sika akɔboa wɔn. Enti, wosii gyinae sɛ wobeyi ntoboa akɔboa. (1 Kor. 16:1; 2 Kor. 8:6) Nanso, abosome kakra akyi no, Paul tee sɛ Korintofo no anyi ntoboa a wɔkae sɛ wobeyi no. Enti, na ɛbɛyɛ den sɛ wɔn nsa bɛka Korintofo no ntoboa no na wɔde aka ntoboa a asafo ahorow a aka no ayi ho de akɔ Yerusalem. (2 Kor. 9:4, 5) Korintofo no sii gyinae pa, na wɔn gyidi a ɛyɛ den ne ɔpɛ a na wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ adɔe nti, Paul kamfoo wɔn. Nanso, na ɛsɛ sɛ ɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔyɛ nea wɔkae sɛ wɔbɛyɛ no. (2 Kor. 8:7, 10, 11) Korintofo no asɛm ma yehu sɛ ebetumi ayɛ den ama Kristofo anokwafo mpo sɛ wɔbɛyɛ nea wɔasi ho gyinae no. Adɛn ntia? Efisɛ sintɔ wɔ yɛn ho, enti yebetumi ayɛ mmɔtohɔ. Anaa biribi a yɛnhwɛ kwan betumi abɛbom ama ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ nea yɛasi gyinae sɛ yɛbɛyɛ no.—Ɔsɛnk. 9:11. w19.11 26-27 ¶3-5
Memeneda, March 20
Momfa gyidi kyɛm kɛse no.—Efe. 6:16.
Sɛnea kyɛm kɛse bɔ ɔsraani nipadua fã kɛse no ara ho ban no, wo gyidi bɔ wo ho ban fi ɔbrasɛe, basabasayɛ, ne biribi foforo biara a Onyankopɔn mmara kasa tia ho. Ɔko a Kristofo reko no yɛ honhom mu de; yɛn atamfo a yɛne wɔn redi asi no yɛ ahonhommɔne. (Efe. 6:10-12) Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ, sɛ wuhyia sɔhwɛ a, wubetumi anya ahoɔden de agyina ano? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ wobɔ mpae srɛ Onyankopɔn mmoa. Afei, ɛsɛ sɛ woma Onyankopɔn Asɛm boa wo ma wuhu wo ho sɛnea Onyankopɔn hu wo. (Heb. 4:12) Bible ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease.” (Mmeb. 3:5, 6) Bere a wei wɔ w’adwene mu no, wubetumi asusuw gyinae a woasisi no nnansa yi no mu bi ho ahwɛ. Ebi ni. Wo ho kyeree wo wɔ sikasɛm mu anaa? Wususuw Yehowa bɔhyɛ a ɛwɔ Hebrifo 13:5 no ho anaa? Ɛhɔ ka sɛ: “Merennyaw wo na merempa wo nso da.” Saa bɔhyɛ no ma wunyaa awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa wo anaa? Sɛ saa a, ɛnde nea ɛkyerɛ ne sɛ worehwɛ wo gyidi kyɛm no so yiye. w19.11 14 ¶1, 4
Kwasida, March 21
Mma yɛ agyapade a efi Yehowa hɔ.—Dw. 127:3.
Ɛsɛ sɛ awofo no mu biara nya wɔn ba ho adagyew paa, efisɛ mmofra hia. Enti, sɛ awarefo bi wɔ mma pii na mmofra no bobɔ so a, ebetumi ayɛ den sɛ awofo no ani bekũ abofra biara ho sɛnea ɛsɛ. Awarefo binom a na wɔwɔ mma nkumaa pii kaa sɛ na wonhu nea wɔnyɛ mpo. Ebia daa ɔbaatan bi bɛte nka sɛ wabrɛ paa. Wei betumi ama ayɛ den sɛ obesua ade, ɔbɛbɔ mpae, na wakɔ asɛnka daa anaa? Afei nso, ebetumi ayɛ den ama no sɛ ɔkɔ Kristofo nhyiam a, ɔde n’adwene besi adesua no so na wanya so mfaso. Ɛwom, ɔbarima a ɔdɔ ne yere bɛyɛ nea obetumi biara aboa ne yere ama wɔahwɛ wɔn mma wɔ asafo nhyiam ase ne bere a wɔwɔ fie. Ɛho nhwɛso ne sɛ, obetumi aboa ne yere wɔ fie nnwuma mu. Ɔbɛyere ne ho ahwɛ ama wɔayɛ Abusua Som daa ama obiara anya so mfaso. Agya no ne n’abusua bɛkɔ asɛnka daa nso. w19.12 24 ¶8
Dwoda, March 22
Afe a ɛto so aduonum no bɛyɛ mo Ahofadi afe.—Lev. 25:11.
Ahofadi afe no nso, sɛn na ɛboaa Israelfo no? Wo de, yɛmfa no sɛ na ɛka remene Israelni bi, na ɛno nti ɔtɔn n’asase de tuaa ka no. Sɛ edu Ahofadi afe no a, na wɔbɛsan de n’asase ama no. Enti na ɔbarima no betumi ‘asan akɔ n’agyapade so,’ sɛnea ɛbɛyɛ a agyapade no remmɔ ne mma daakye. Anaasɛ, na ɔbarima bi ho tumi kyere no araa ma ɔtɔn ne ba anaa ɔtɔn ɔno ara ne ho kɔyɛ akoa de tua ka no. Sɛ Ahofadi afe no du a, na ɛsɛ sɛ akoa no ‘san kɔ n’abusuafo nkyɛn.’ (Lev. 25:10) Enti na obiara renyɛ akoa afebɔɔ efisɛ na anidaso wɔ hɔ! Afei nso, Yehowa kaa sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ehia obi wɔ wo kurom, efisɛ Yehowa behyira wo wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo sɛ agyapade no so.” (Deut. 15:4) Nanso ɛnyɛ saa koraa na ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ, efisɛ nya ara na asikafo renya wɔn ho, na ahiafo nso, di ara na wɔredi hia! w19.12 8-9 ¶3-4
Benada, March 23
Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam.—Mmeb. 27:11.
Bere a Yesu hyiaa sɔhwɛ no, ɔde “nteɛm a emu yɛ den ne nusu” bɔɔ mpae. (Heb. 5:7) Mpae a ofi ne komam bɔe no kyerɛe sɛ na odi Yehowa nokware, na ɛma osii ne bo paa sɛ obetie Yehowa. Yehowa ani so no, na Yesu mpaebɔ te sɛ aduhuam a ɛretu hua. Sɛnea Yesu bɔɔ ne bra bere a ɔwɔ asase so no sɔɔ n’Agya ani paa, na ɛma ɛdaa adi sɛ n’Agya tumidi na ɛfata. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa tie Yehowa na yedi no nokware a, na yɛresuasua Yesu. Sɛ yehyia sɔhwɛ a, esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani nti, yefi yɛn komam bɔ mpae srɛ no sɛ ɔmmoa yɛn. Yenim sɛ yɛyɛ nneɛma a Yehowa kyi a, n’ani rensɔ yɛn mpaebɔ. Nanso, sɛ yɛde Yehowa akwankyerɛ bɔ yɛn bra a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ mpae a yefi yɛn komam bɔ no, ɛbɛyɛ te sɛ aduhuam wɔ Yehowa ani so. Afei nso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yetie yɛn soro Agya no na yedi no nokware a, yɛbɛsɔ n’ani. w19.11 21-22 ¶7-8
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 9) Luka 19:29-44
Wukuda, March 24
‘Hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma no?’—Mat. 24:45.
Afe 1919 no, Yesu paw anuanom kakraa bi a wɔasra wɔn sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma.” Akoa nokwafo no di asɛnka adwuma no anim na wɔma Kristo akyidifo “aduan bere a ɛsɛ mu.” Satan ne n’akyitaafo ayɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma akoa nokwafo no adwuma ayɛ den. Ɛkaa akoa nokwafo no nko ara ahoɔden a, anka wɔrentumi nyɛ. Wiase ko mmienu aba atwam, na nnipa ahyia sikasɛm mu ahokyere nso. Afei, Yehowa nkurɔfo ahyia ɔtaa pii na wɔabu wɔn atɛnkyea. Nanso ne nyinaa akyi no, akoa nokwafo ne ɔbadwemma no akɔ so ama Kristo akyidifo a wɔwɔ asase so honhom fam aduan. Hwɛ nhoma ne video ahorow a wɔama abu so nnɛ wɔ kasa bɛboro 900 mu; yɛntɔn emu biara! Wei di adanse pefee sɛ Yehowa taa akoa nokwafo no akyi. Adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ahyira n’ahyehyɛde no ne asɛnka adwuma no. Yɛreka asɛmpa no “wɔ asase so nyinaa” ampa.—Mat. 24:14. w19.11 24 ¶15-16
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 10) Luka 19:45-48; Mateo 21:18, 19; 21:12, 13
Yawda, March 25
[Kristo] nyamesuro nti, wotiee no.—Heb. 5:7.
Afe biara, sɛ edu Mpata Da no a na ɛsɛ sɛ ɔsɔfo panyin no di kan hyew aduhuam no ansa na watumi abɔ afɔre ahorow no. Ɔyɛ saa a, na obetumi ahwɛ kwan sɛ, sɛ ɔbɔ afɔre no a, Onyankopɔn begye atom. Bere a Yesu wɔ asase so no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi a ɛho hia ansa na watumi de ne nkwa abɔ afɔre. Ná nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ no ho hia koraa sen adasamma a obegye wɔn nkwa. Ná ɛyɛ dɛn? Ná ɛsɛ sɛ Yesu tie Yehowa na odi nokware ma no ne nkwa nna a ɔde tenaa asase so no nyinaa, na ama Yehowa agye n’afɔrebɔ no atom. Ná Yesu bɛma ada adi sɛ n’Agya tumidi anaa ɔkwan a ɔfa so di ade yɛ papa na ɛfata. Bere a Yesu wɔ asase so no, otiee Yehowa wɔ biribiara mu. Ná Yesu asi ne bo sɛ ɔbɛma ada adi sɛ n’Agya tumidi na ɛfata, enti wamma sɔhwɛ anaa nsɛnnennen biara ammu n’abam.—Filip. 2:8. w19.11 21 ¶6-7
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 11) Luka 20:1-47
Fida, March 26
Mo na moda so bata me ho wɔ me sɔhwɛ mu.—Luka 22:28.
Bere a Yesu reyɛ asɛnka adwuma no, asomafo anokwafo no kyerɛe sɛ wɔn adamfo pa ara ne no. (Mmeb. 18:24) Ná nnamfo a wɔte saa no som bo ma Yesu. Bere a ɔreyɛ ne som adwuma no, ne nuanom no mu biara annye no anni. (Yoh. 7:3-5) Eduu bere bi no, Yesu abusuafo adwene yɛɛ wɔn sɛ gyama n’adwene asɛe. (Mar. 3:21) Nanso, Yesu asomafo a wodi nokware no de, anadwo a ade rebɛkye ama wawu no, otumi kaa ɛnnɛ asɛm no kyerɛɛ wɔn. Ɛtɔ da a, na asomafo no di Yesu huammɔ. Nanso Yesu amfa n’adwene ansi wɔn mfomso so, na mmom ohui sɛ wɔwɔ ne mu gyidi. (Mat. 26:40; Mar. 10:13, 14; Yoh. 6:66-69) Anadwo a ade rebɛkye ama wɔakum Yesu no, na saa mmarima anokwafo yi wɔ ne nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mafrɛ mo nnamfo, efisɛ nea mate afi m’Agya hɔ nyinaa mama moahu.” (Yoh. 15:15) Akyinnye biara nni ho sɛ, Yesu nnamfo no hyɛɛ no nkuran pa ara. w19.04 11 ¶11-12
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 12) Luka 22:1-6; Marko 14:1, 2, 10, 11
Nkaedi Da
Bere a Owia Akɔtɔ
Memeneda, March 27
Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.—Rom. 8:16.
Dɛn na ɛma obi hu sɛ wɔafrɛ no sɛ ɔnkɔ soro? Asɛm a Paul ka kyerɛɛ wɔn a “wɔafrɛ wɔn abɛyɛ akronkronfo” a na wɔwɔ Roma no ma yehu mmuae no. Ɛnnɛ asɛm no akyi no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moannya nkoayɛ honhom a ɛde osuro ba bio, na mmom moanya honhom a egye yɛn yɛ mma, na saa honhom no mu na yɛteɛm sɛ: ‘Abba, Agya!’” (Rom. 1:7; 8:15) Enti Onyankopɔn nam ne honhom kronkron so ma Kristofo a wɔasra wɔn no hu pefee sɛ wapaw wɔn sɛ wɔnkɔ soro. (1 Tes. 2:12) Wɔn a Yehowa afrɛ wɔn sɛ wɔnkɔ soro no, Yehowa ma wɔn adwene si wɔn pi sɛ wɔbɛkɔ soro ampa. (1 Yoh. 2:20, 27) Kristofo a wɔasra wɔn no, ɛnyɛ obi na ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ wɔn sɛ Onyankopɔn asra wɔn. w20.01 22 ¶7-8
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 13) Luka 22:7-13; Marko 14:12-16 (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 14) Luka 22:14-65
Kwasida, March 28
Obiara nni ɔdɔ a ɛsen eyi, sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.—Yoh. 15:13.
“Kristo mmara no” wɔ nnyinaso a edi mũ pa ara; saa nnyinaso no ne ɔdɔ. (Gal. 6:2) Biribiara a Yesu yɛe no, ɔdɔ na ɛma ɔyɛe. Esiane sɛ na Yesu dɔ afoforo nti, na nkurɔfo taa yɛ no mmɔbɔ, anaa na ne yam taa hyehye no ma wɔn. Enti, Yesu yam hyehyee no ma ɔkyerɛkyerɛɛ nnipakuw no, ɔsaa ayarefo yare, ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan, na onyanee awufo. (Mat. 14:14; 15:32-38; Mar. 6:34; Luka 7:11-15) Yesu yii ne yam de nea afoforo hia dii n’ankasa de anim. Ade a ɛsen biara a Yesu yɛe de daa ne dɔ adi ne sɛ ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre maa afoforo. Sɛ yɛde nea afoforo hia di kan a, na yɛresuasua Yesu. Yebetumi nso anya ayamhyehye ama nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu de asuasua Yesu. Sɛ ayamhyehye a ɛte saa ma yɛka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo na yɛkyerɛkyerɛ wɔn a, na yɛredi Kristo mmara no so. w19.05 4 ¶8-10
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 14) Luka 22:66-71
Dwoda, March 29
‘Yehowa somaa me sɛ memmɛka ogye ho asɛm nkyerɛ nnommum, sɛ memma wɔn a wɔabubu nne wɔn ho.’—Luka 4:18.
Yesu maa nkurɔfo dee wɔn ho fii atoro nkyerɛkyerɛ a na nyamesom akannifo no kyerɛkyerɛ no ho. Ná atetesɛm ne gyidihunu de Yudafo a na wɔwɔ Yesu bere so no pii ayɛ nkoa. (Mat. 5:31-37; 15:1-11) Wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔreboa nkurɔfo ama wɔasom Onyankopɔn no, na wɔte sɛ anifuraefo. Wɔpoo Mesia no ne nokware a ɔkyerɛkyerɛe no, enti yɛbɛka a, na wɔda so te sum ne bɔne mu. (Yoh. 9:1, 14-16, 35-41) Esiane sɛ Yesu kyerɛkyerɛɛ nokware no na ɔyɛɛ nhwɛso pa nti, ɔmaa nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase huu sɛnea wɔbɛde wɔn ho afi atoro nkyerɛkyerɛ ho. (Mar. 1:22; 2:23–3:5) Afei nso, Yesu yɛɛ biribi foforo a ɛbɛma adasamma anya ahofadi na ama yɛade yɛn ho afi bɔne a ɛde yɛn ayɛ nkoa no ho. Esiane sɛ Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre nti, wɔn a wonya n’afɔrebɔ no mu gyidi na wɔde wɔn nneyɛe kyerɛ saa no, Onyankopɔn betumi de wɔn bɔne akyɛ wɔn.—Heb. 10:12-18. w19.12 10 ¶8; 11 ¶10-11
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 15) Mateo 27:62-66
Benada, March 30
Wɔsɔɔ mo ano denam honhom kronkron a wɔhyɛɛ ho bɔ no so, nea ɛyɛ agyapade a yɛn nsa bɛka no ho sɛnkyerɛnne no.—Efe. 1:13, 14.
Yehowa nam ne honhom kronkron so da no adi kyerɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa pefee sɛ wapaw wɔn. Saa kwan yi so no, honhom kronkron yɛ “sɛnkyerɛnne [anaa bɔhyɛ]” bi a ɛma wɔn a wɔasra wɔn no nya awerɛhyem sɛ daakye wɔbɛtena ase daa wɔ soro na ɛnyɛ asase so. (2 Kor. 1:21, 22) Sɛ wɔde honhom kronkron asra Kristoni bi a, ɛno kyerɛ sɛ ɔkwan biara so ɔbɛkɔ soro anaa? Dabi. Ɛwom sɛ n’adwene si no pi paa sɛ wɔapaw no sɛ ɔbɛkɔ soro de, nanso ɛsɛ sɛ ɔkae saa afotu yi: “Anuanom, monyɛ nea mubetumi biara mma frɛ a wɔafrɛ mo ne paw a wɔapaw mo no nni mu; na sɛ mokɔ so yɛ saa a, morenhwe ase da.” (2 Pet. 1:10) Ɛmfa ho sɛ wɔapaw anaa wɔafrɛ Kristoni bi a wɔde honhom kronkron asra no sɛ ɔnkɔ soro no, sɛ obenya saa akatua no a, gye sɛ odi nokware kosi ase.—Filip. 3:12-14; Heb. 3:1; Adi. 2:10. w20.01 21-22 ¶5-6
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 16) Luka 24:1-12
Wukuda, March 31
Ɛwɔ nea otu nsɛm bumbum sɛ nkrante a ɛwowɔ, na anyansafo tɛkrɛma de, ɛsa yare.—Mmeb. 12:18.
Ade baako nti a gyamserefo mmiɛnsa no annya ayamhyehye amma Hiob ne sɛ, wɔansusuw nea na ato Hiob no ho ankɔ akyiri. Ɛno nti, wonyaa Hiob ho adwene a ɛnteɛ, na wɔkekaa nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛɛ no. Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanni mfomso a ɛte saa? Ɛsɛ sɛ yehu sɛ Yehowa nko ara na onim obi asetena mu nsɛm nyinaa. Enti, sɛ obi a ɔrehu amane rekasa a, yɛ aso tie no. Ntie no kɛkɛ, mmom bɔ mmɔden sɛ wobɛte no ase. Sɛ woyɛ saa a, ɛnna wubetumi anya tema ankasa ama wo nua no. Yɛwɔ ayamhyehye a, ɔhaw a afoforo refa mu no, yɛrenni ho nseku bɔne. Obi a odi nseku nhyɛ asafo no den, mmom ɔde mpaapaemu ba asafo no mu. (Mmeb. 20:19; Rom. 14:19) Obetumi ama onipa a ɔrehu amane dedaw no adi yaw kɛse. (Efe. 4:31, 32) Sɛ yɛde yɛn adwene si suban pa a onipa no wɔ so, na yɛhwehwɛ ɔkwan a yɛbɛfa so aboa no ama wagyina sɔhwɛ a ato no no ano a, ɛbɛboa pa ara! w19.06 21-22 ¶8-9