Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es21
  • April

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • April
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Yawda, April 1
  • Fida, April 2
  • Memeneda, April 3
  • Kwasida, April 4
  • Dwoda, April 5
  • Benada, April 6
  • Wukuda, April 7
  • Yawda, April 8
  • Fida, April 9
  • Memeneda, April 10
  • Kwasida, April 11
  • Dwoda, April 12
  • Benada, April 13
  • Wukuda, April 14
  • Yawda, April 15
  • Fida, April 16
  • Memeneda, April 17
  • Kwasida, April 18
  • Dwoda, April 19
  • Benada, April 20
  • Wukuda, April 21
  • Yawda, April 22
  • Fida, April 23
  • Memeneda, April 24
  • Kwasida, April 25
  • Dwoda, April 26
  • Benada, April 27
  • Wukuda, April 28
  • Yawda, April 29
  • Fida, April 30
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2021
es21

April

Yawda, April 1

Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.​—Mmeb. 17:17.

Ná Aristarko yɛ Kristoni a ofi Tesalonika a ɛwɔ Makedonia no. Ɔkyerɛe sɛ ɔyɛ ɔsomafo Paul yɔnko nokwafo. Bere a Paul kɔɔ Efeso wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so mmiɛnsa mu no, ɛno ne bere a edi kan a Bible kaa Aristarko ho asɛm. Bere a na Aristarko ne Paul nam no, basabasayɛfo bi kyeree Aristarko. (Aso. 19:29) Akyiri yi bere a wogyaa no no, wanguan annyaw Paul ampere ne nkwa, mmom ɔbataa Paul ho. Abosome kakra akyi bere a na Paul wɔ Greece no, na Aristarko da so ara ka ne ho ɛmfa ho sɛ na atamfo pɛ sɛ wokum Paul no. (Aso. 20:2-4) Afei nso, bɛyɛ afe 58 Y.B. bere a wɔde Paul twaa kwan tenten kɔɔ Roma sɛ ɔdeduani no, na Aristarko ka ne ho. Bere a wɔrekɔ no, ɛhyɛn a wɔte mu no kotimii ma ebubui. (Aso. 27:1, 2, 41) Bere a wokoduu Roma no, ɛbɛyɛ sɛ Aristarko kaa Paul ho ne no daa afiase kakra. (Kol. 4:10) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Paul tee nka sɛ ne yɔnko nokwafo yi ahyɛ no nkuran na wakyekye ne werɛ! Sɛnea Aristarko yɛe no, sɛ yɛbata yɛn nuanom ho wɔ mmere pa mu, na “ahohia da” mu nso yɛbata wɔn ho a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ yɔnko nokwafo. w20.01 9 ¶4-5

Fida, April 2

Anigye ne kronkron ne obiara a onya owusɔre a edi kan no mu kyɛfa.​—Adi. 20:6.

Kristoni bi a wɔasra no betumi ate nka sɛ ɔmfata sɛ wɔde saa hokwan a ɛsom bo yi ma no. Nanso, n’adwene mu nyɛ no nãã koraa sɛ Yehowa na wapaw no. Sɛ osusuw anidaso a ɔwɔ sɛ ɔbɛtena soro daakye no ho a, ɛma anigye hyɛ ne koma mã. (1 Pet. 1:3, 4) Enti, wei kyerɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no pɛ sɛ wowu anaa? Ɔsomafo Paul ma yenya saa asɛmmisa yi ho mmuae. Ɔde wɔn nipadua no totoo ntamadan ho, na ɔkaa sɛ: “Nokwasɛm ne sɛ yɛn a yɛte ntamadan yi mu no si apini bere a nneɛma hyɛ yɛn so no; efisɛ yɛmpɛ sɛ yeyi gu hɔ, nanso yɛpɛ sɛ yɛhyɛ biako no, na nkwa amene nea ewu no.” (2 Kor. 5:4) Ɛnyɛ sɛ asetena afono wɔn nti wɔpɛ sɛ wowu ntɛm. Mmom, wɔn ani gye wɔ wɔn asetenam na wɔpɛ sɛ wɔne wɔn mmusua ne wɔn nnamfo som Yehowa daa. Nanso, ɛmfa ho nea wɔreyɛ biara no, daa wɔkae anidaso a anuonyam wom a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya daakye no.​—1 Kor. 15:53; 2 Pet. 1:4; 1 Yoh. 3:2, 3. w20.01 23 ¶12-13

Memeneda, April 3

Nea Yehowa dɔ no na ɔteɛ no so.​—Heb. 12:6.

Sɛ ɛho behia a yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no teɛ yɛn so; ne nyinaa ka ntetee a ɔde ma yɛn no ho. Yehowa fa akwan pii so teɛ yɛn so. Ɛho nhwɛso ne sɛ, yebetumi akenkan asɛm bi wɔ Bible mu anaa yebetumi ate asɛm bi wɔ asafo nhyiam ase ama ateɛ yɛn adwene. Anaa Yehowa betumi afa asafo mu mpanyimfo no so aboa yɛn. Ɛmfa ho ɔkwan a Yehowa fa so teɛ yɛn so biara no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔdɔ yɛn nti na ɔteɛ yɛn so. (Yer. 30:11) Yehowa boa yɛn ma yetumi gyina yɛn haw ano. Sɛnea agya a ɔdɔ ne mma boa wɔn bere a wɔrehyia ɔhaw no, saa ara na yɛn Agya a ɔwɔ soro no boa yɛn ma yetumi gyina yɛn haw ano. Ɔde ne honhom kronkron bɔ yɛn ho ban, na biribiara ansɛe yɛne ne ntam. (Luka 11:13) Afei nso, sɛ yɛn abam bu a Yehowa boa yɛn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wama yɛn anidaso bi a ɛsen biara. Saa anidaso no boa yɛn ma yetumi gyina ɔhaw ano. Susuw wei ho: Ɛmfa ho nneɛma bɔne biara a ɛbɛto yɛn ama yɛahu amane no, yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no beyi ne nyinaa afi hɔ. Ɔhaw biara a yɛrehyia no, ɛrenkyɛ ebefi hɔ, nanso nhyira a Yehowa bɛma yɛanya no de, ɛbɛtena hɔ daa.​—2 Kor. 4:16-18. w20.02 5 ¶14-15

Kwasida, April 4

Anibere ne ade a honhom a ɛte yɛn mu no kɔn dɔ.​—Yak. 4:5.

Yebetumi atu ahoɔyaw ase ama ayɛ yiye! Yɛnhwɛ Yosef nuanom asɛm no bio. Nea wɔde yɛɛ Yosef nyinaa akyi no, mfe bi akyi wokohyiaa no wɔ Egypt. Ansa na Yosef reyi ne ho adi akyerɛ ne nuanom no, odii kan sɔɔ wɔn hwɛe sɛ wɔasesa anaa. Ɔtoo pon maa wɔn na ɔmaa Benyamin a ɔyɛ wɔn nua kumaa no aduan pii sen wɔn a wɔaka no. (Gen. 43:33, 34) Nanso, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ne nuanom ani beree Benyamin. Mmom, wɔdaa no adi sɛ wodwen Benyamin ne wɔn papa Yakob ho. (Gen. 44:30-34) Esiane sɛ na Yosef nuanom ayi ahoɔyaw afi wɔn mu nti, wotumi boa ma wɔn abusua no san nyaa asomdwoe. (Gen. 45:4, 15) Saa ara na yɛn nso, sɛ yetu ahoɔyaw ase a, ɛbɛboa ama asomdwoe atena yɛn abusua ne asafo no mu. Yehowa pɛ sɛ yeyi ahoɔyaw fi yɛn mu na yɛhwehwɛ asomdwoe. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa na yɛatumi ayɛ saa. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase, yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ, na yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ a, yɛrenyɛ ahoɔyaw da. w20.02 19 ¶17-18

Dwoda, April 5

Ɔdɔ ahyɛ me mã efisɛ Yehowa tie me nne, me nkotɔsrɛ no.​—Dw. 116:1.

Ade baako a wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ ɔdɔ a Yehowa ada no adi akyerɛ wo ne sɛ wobɛbɔ no mpae. Sɛ woka nea ɛhaw wo kyerɛ Onyankopɔn na woda no ase wɔ nea ɔyɛ ma wo nyinaa ho a, ɛbɛma ɔdɔ a wowɔ ma no no mu ayɛ den. Afei, sɛ wuhu sɛ Yehowa bua wo mpaebɔ a, wo ne n’adamfofa mu bɛyɛ den. Wubehu paa sɛ ɔte wo ase. Nanso sɛ wopɛ sɛ wobɛn Yehowa a, ɛsɛ sɛ wuhu n’adwene wɔ nneɛma ho. Afei nso, ɛsɛ sɛ wuhu nea Yehowa pɛ sɛ woyɛ. Ɔkwan baako pɛ a wubetumi afa so ahu nea Yehowa pɛ sɛ woyɛ ne sɛ wubesua n’Asɛm Bible no. Enti kyerɛ sɛ w’ani sɔ n’Asɛm no. Bible mu nkutoo na wubehu Yehowa ho nokwasɛm ne nea enti a ɔbɔɔ wo. Nea woyɛ a ɛkyerɛ sɛ w’ani sɔ Bible ne sɛ wobɛkenkan no da biara da. Afei nso, ɛsɛ sɛ wudi kan sua nhoma a mode yɛ Bible adesua no ansa na nea ɔne wo sua ade no aba, na fa nea wusua no yɛ adwuma. (Dw. 119:97, 99; Yoh. 17:17) Wowɔ nhyehyɛe a wode kenkan Bible anaa? Ɛyɛ a wudi saa nhyehyɛe no so kenkan Bible da biara da? w20.03 5 ¶8-9

Benada, April 6

‘Ɔne nnipa a obenya wɔn susuw nsɛm ho.’​—Aso. 17:17.

Sɛ wuntumi nnantew pii mpo a, ebia wubetumi atena baabi a nkurɔfo pii twam na woaka asɛm no akyerɛ wɔn. Anaasɛ ebia wubetumi adi adanse bɔnnɔ so anaa tɛlɛfon so, anaa woakyerɛw nkrataa. Adawurubɔfo bebree a yare anaa ɔhaw foforo nti wontumi nyɛ afie afie asɛnka pii no, wotumi fa saa akwan yi so yɛ asɛnka adwuma no ma wɔn ani gye pa ara. Sɛ yare rehaw wo mpo a, wubetumi ayɛ wo som adwuma no pɛpɛɛpɛ. Paulo kaa sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.” (Filip. 4:13) Bere a Paulo yaree wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu baako mu no, na ohia saa ahoɔden no. Ɔka kyerɛɛ Galatifo no sɛ: “Ɛnam me honam mu yare so na mekaa asɛmpa no kyerɛɛ mo bere a edi kan no.” (Gal. 4:13) Saa ara na wo nso, sɛ woyare mpo a, hokwan betumi abue ama wo ama woaka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Ebi ne dɔkotafo ne afoforo a wɔhwɛ wo yare. Saa nkurɔfo yi, bere a ebia adawurubɔfo bɛkɔ asɛnka no, na wɔn mu pii wɔ adwuma mu. w19.04 4-5 ¶10-11

Wukuda, April 7

Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔn nso wɔbɛtaa wɔn.​—2 Tim. 3:12.

Afe 2018 no, na adawurubɔfo a wɔka asɛmpa no bɛboro 223,000 na wɔte aman a wɔabara yɛn som adwuma no anaa wɔde nsa ato so denneennen mu. Wei nyɛ yɛn nwonwa. Nokware Kristofo hwɛ kwan sɛ wɔbɛtaa wɔn. Ɛmfa ho baabi a yɛte biara no, aban ahorow betumi abara yɛn mpofirim bere a yɛnhwɛ kwan sɛ wɔremma yɛnsom Yehowa, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no. Sɛ aban bi bara yɛn som a, ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ Onyankopɔn ani nnye yɛn ho. Nanso kae sɛ, yehyia ɔtaa a, ɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn ani nnye yɛn ho. Momma yɛnhwɛ ɔsomafo Paulo. Yebetumi aka pa ara sɛ na Onyankopɔn ani gye Paulo ho. Onyaa hokwan kyerɛw nkrataa 14 a ɛka Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ho, na na ɔyɛ ɔsomafo ma amanaman no. Ne nyinaa akyi no, ohyiaa ɔtaa a emu yɛ den. (2 Kor. 11:23-27) Nea ɛtoo ɔsomafo Paulo no ma yehu sɛ, Yehowa ma kwan ma n’asomfo anokwafo hyia ɔtaa. w19.07 8 ¶1, 3

Yawda, April 8

‘Yɛne ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ soro hɔnom na anya.’​—Efe. 6:12.

Ade baako a ɛka koma pa ara a Yehowa yɛ a ɛma yehu sɛ odwen n’asomfo ho ne sɛ ɔboa yɛn ma yɛko tia yɛn atamfo. Satan ne adaemone no na wɔyɛ yɛn atamfo pa ara. Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ wɔ saa atamfo yi ho, na ɔma yɛn nea yebetumi de ako atia wɔn. (Efe. 6:10-13) Sɛ yɛma Yehowa boa yɛn na yɛde yɛn ho to no so koraa a, yebetumi ako atia Ɔbonsam. Yebetumi anya ahotoso a na ɔsomafo Paulo wɔ no bi. Ɔkaa sɛ: “Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na obetumi ne yɛn adi asi?” (Rom. 8:31) Esiane sɛ yɛyɛ nokware Kristofo nti, yɛmma Satan ne adaemone no ho nsɛm nnye yɛn adwene. Yehowa ho ade a yebesua ne ɔsom a yɛde bɛma no no na yɛde yɛn adwene si so pa ara. (Dw. 25:5) Nanso, ehia sɛ yehu nneɛma a Satan yɛ. Adɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a Satan rennya yɛn.​—2 Kor. 2:11. w19.04 20 ¶1-2

Fida, April 9

Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm, ɔnyɛ nyaa nkasa.​—Yak. 1:19.

Sɛ yɛne obi a ɔrehu amane redi a, yɛyɛ atiefo pa anaa? Sɛ yɛyɛ atiefo pa a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, sɛ obi rekasa a, yɛbɛyɛ din ahwɛ n’anim a yɛrenka hwee. Yebetumi ada tema ne ayamhyehye adi bere a yɛretie obi. Ɛtɔ da na yɛde anifere ka nsɛm a ɛka koma kakra kyerɛ onii no a, ebetumi ama wahu sɛ yedwen ne ho. Wubetumi aka sɛ: “Ɛyɛ me yaw pa ara sɛ asɛm a ɛte saa ato wo!” Ebia wubetumi abisa asɛm baako anaa mmienu na ama woate asɛm a w’adamfo a ɔredi yaw no reka no ase. Wubetumi abisa sɛ, “Mepa wo kyɛw, nea wokae no, wubetumi akyerɛ mu kakra akyerɛ me?” anaa “Bere a wokaa saa no, m’adwene yɛɛ me sɛ . . . Saa na na worekyerɛ anaa?” Sɛ wuyi wo yam ka asɛm a ɛte saa a, ebia ɛbɛma onii no ahu sɛ woretie no pa ara, na wopɛ sɛ wote nea ɔreka no ase. (1 Kor. 13:4, 7) Nanso, hwɛ yiye, na yɛ ‘nyaa kasa.’ Sɛ onipa no rekasa a, ntwa n’ano sɛ worema no afotu anaa woreteɛ n’adwene. Nya abotare! Sɛ́ anka yɛbɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ no, ɛsɛ sɛ yenya tema ne ayamhyehye ma wɔn.​—1 Pet. 3:8. w19.05 17-18 ¶15-17

Memeneda, April 10

Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ maa asafo no.​—Efe. 5:25.

Abusua mu no, ɛsɛ sɛ okunu dɔ ne yere “sɛnea Kristo nso yɛ asafo no.” (Efe. 5:28, 29) Kristo yii ne yam daa ɔdɔ adi, na ɛsɛ sɛ okunu suasua no na ɔde nea ne yere hia ne nea n’ani gye ho di kan. Ebia ɛbɛyɛ den ama mmarima bi sɛ wɔbɛda ɔdɔ a ɛte saa adi. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ebia wɔtetee wɔn wɔ abusua bi a emufo nna ɔdɔ adi anaa wɔne afoforo nni no yiye mu. Ebia ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛsesa subammɔne a ɛte saa, nanso ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa na ama wɔatumi adi Kristo mmara no so. Sɛ okunu yi ne yam dɔ ne yere a, ɛma ne yere nya obu ma no. Agya a ɔdɔ ne mma pa ara renyɛ biribi anaa ɔrenkeka nsɛm bi a ɛbɛma ne mma werɛ ahow anaa wɔadi yaw da. (Efe. 4:31) Mmom, nea ɛbɛyɛ na ne mma koma atɔ wɔn yam na wɔate nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ no, ɔma wohu sɛ ɔdɔ wɔn, na n’ani sɔ wɔn. Sɛ agya bi te saa a, ɛma ne mma dɔ no, na wonya ne mu ahotoso. w19.05 6 ¶21

Kwasida, April 11

Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no, na obedi Yakob fie so hene afebɔɔ.​—Luka 1:32, 33.

Asɛm a Gabriel kae no, wohwɛ a Maria tee ase sɛn? Ɔfaa no sɛ asɛm a Gabriel kae no kyerɛ sɛ Yesu besi Ɔhene Herode ananmu adi Israel so hene anaa? Anaa ɔfaa no sɛ obedi wɔn a wɔbɛba Ɔhene Herode akyi no bi ade? Sɛ Yesu bɛyɛɛ ɔhene a, anka Maria bɛyɛ ɔhemmaa, na n’abusuafo bɛtena ahemfie. Nanso, yenhui wɔ baabiara da sɛ Maria srɛe sɛ wɔmma no dibea bi wɔ Ahenni no mu. Ná Maria yɛ ɔbea a ɔbrɛ ne ho ase papaapa! Momma yɛnkae sɛ, sɛ yɛresua Onyankopɔn Asɛm ne asafo nhoma ahorow a, yɛn botae pa ara ne sɛ yɛbɛbɛn Yehowa kɛse. Bio nso, yɛpɛ sɛ yehu “onipa ko” a yɛyɛ pa ara ne nsakrae a ehia sɛ yɛyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani. (Yak. 1:22-25; 4:8) Bere biara a yebesua ade no, ansa na yebefi ase no, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma ne honhom no mmoa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛsrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnte ade a yɛrebesua no ase yiye na yenhu nsakrae biara a ehia sɛ yɛyɛ. w19.05 31 ¶18-19

Dwoda, April 12

Me honhom abotow.​—1 Sam. 1:15.

Ɛtɔ da a, yehyia ɔhaw pii a ɛteetee yɛn wɔ bere koro mu. Momma yɛnhwɛ nhwɛso a edidi so yi. Yɛnhwɛ Ɔdansefo bi a ne din de John. Yare bi a wɔfrɛ no multiple sclerosis bɔɔ no ma obubui. Ne yere a na ɔne no atena mfe 19 guan gyaw no maa ne ho dwiriw no, na ne werɛ howee. Afei, ne mmabea mmienu gyaee Yehowa som. Bob ne Linda yɛ awarefo. Wɔn nso hyiaa ɔhaw foforo bi a ɛnte sɛ John de no. Wɔn mmienu nyinaa adwuma fii wɔn nsa, na afei na wonni sika a wɔde betua wɔn dan ka, enti na ɛsɛ sɛ wotu. Ɔhaw yi nyinaa akyi no, dɔkota ka kyerɛɛ Linda sɛ wanya komayare bi a ebetumi akum no, na yare foforo bi nso bɔɔ no a na ɛmma ne nipadua ntumi nko ntia yare. Sɛ yɛrefa ɔhaw mu a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, Yehowa a ɔyɛ yɛn Bɔfo ne yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no nim sɛnea yɛte nka. Yehowa pɛ sɛ ɔboa yɛn ma yegyina nsɛnnennen a yɛrefa mu no ano. (Filip. 4:6, 7) Bible ka ɔhaw a Onyankopɔn nkoa faa mu no pii ho asɛm. Ɛma yehu nso sɛ Yehowa boaa wɔn ma wotumi gyinaa ɔhaw a na ɛreteetee wɔn no ano. w19.06 14 ¶2-3

Benada, April 13

Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.​—Mmeb. 17:17.

Sɛ yeyi yɛn yam yɛ nneɛma nketenkete de boa wɔn a wonni kunu anaa wonni yere bio a, yɛma wohu sɛ yɛdɔ wɔn pa ara. Seesei a aka wɔn nko ara no, wohia nnamfo pa. Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ woyɛ wɔn adamfo? Wubetumi afrɛ wɔn aba wo fie na wo ne wɔn ato nsa adidi. Wubetumi ne wɔn abom ayɛ biribi agyigye mo ani anaa wubetumi ne wɔn akɔ asɛnka. Biribi foforo a wubetumi ayɛ ne sɛ, ɛtɔ da a, wubetumi ama wɔabɛka w’abusua ho ama moayɛ abusua som. Sɛ woyɛ saa a, wobɛma Yehowa ani agye, efisɛ ‘ɔbɛn wɔn a wɔn koma abubu,’ na ɔyɛ “akunafo temmufo.” (Dw. 34:18; 68:5) Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni bedi tumi wɔ asase yi so, na ‘yɛrenkae amanehunu’ biara bio. Yɛrehwɛ bere a ‘yɛrenkae kan nneɛma no bio, na ɛremma komam bio’ no kwan pa ara. (Yes. 65:16, 17) Enkosi sɛ saa da no bɛba no, momma yɛmmoa yɛn ho yɛn ho, na yɛmfa yɛn kasa ne yɛn nneyɛe nkyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo nyinaa.​—1 Pet. 3:8. w19.06 25 ¶18-19

Wukuda, April 14

Yehowa ne me boafo; merensuro.​—Heb. 13:6.

Mfe pii a atwam no, Ɔwɛn-Aban bi kaa sɛ: “Onipa a onim Onyankopɔn yiye no, sɛ ohyia ɔtaa a, ɔde ne ho to Onyankopɔn so koraa.” Saa asɛm yi yɛ nokware pa ara! Sɛ yebetumi agyina ɔtaa ano akosi ase a, ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛde yɛn ho to no so koraa. (Mat. 22:36-38; Yak. 5:11) Kenkan Bible da biara da na aboa wo ama woabɛn Yehowa yiye. (Yak. 4:8) Worekenkan Bible a, fa w’adwene si Yehowa su ahorow a ɛkyerɛ sɛ odwen yɛn ho no so. Sɛ worekenkan nea Yehowa aka ne nea wayɛ ho asɛm wɔ Bible mu a, bɔ mmɔden sɛ wubehu sɛ ɔdɔ wo pa ara. (Ex. 34:6) Ebia ɛbɛyɛ den ama ebinom sɛ wobegye adi sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn, efisɛ obiara nnaa ɔdɔ adi nkyerɛɛ wɔn da. Sɛ saa na w’adwene yɛ wo a, da biara da, nea ɛkyerɛ sɛ Yehowa ada mmɔborɔhunu ne ayamye adi akyerɛ wo no, bɔ mmɔden kyerɛw to hɔ. (Dw. 78:38, 39; Rom. 8:32) Sɛ wo ara wohwɛ nea woahu wɔ w’asetenam na wudwinnwen nea wokenkan wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho a, wubetumi akaakae nneɛma pii a Yehowa ayɛ ama wo. Sɛ woma w’ani sɔ nea Yehowa yɛ ma wo nyinaa a, wo ne n’abusuabɔ mu bɛyɛ den.—Dw. 116:1, 2. w19.07 2-3 ¶4-5

Yawda, April 15

Yɛnyɛ mo gyidi so atumfoɔ, na mmom yɛyɛ mfɛfo adwumayɛfo a yɛboa ma mo ani gye, efisɛ mo gyidi na ama mugyina hɔ.​—2 Kor. 1:24.

Yehowa mmaa yɛn kwan sɛ yɛnhyehyɛ mmara mma afoforo. Obi hyehyɛ mmara ma ne nua a, obetumi de ne nua no ato asiane mu. Sɛ ɔyɛ saa a, na ɔpɛ sɛ odi tumi wɔ ne nua no gyidi so anaa ɔkyerɛ ne nua no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Satan Ɔbonsam bɛyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛkɔ so ataa Yehowa asomfo anokwafo. (1 Pet. 5:8; Adi. 2:10) Satan ne ne nkurɔfo bɛyere wɔn ho sɛ wɔbɛbara Yehowa som. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma ehu kyekyere yɛn! (Deut. 7:21) Yehowa wɔ yɛn afã, na sɛ wɔbara yɛn som adwuma no mpo a, ɔbɛkɔ so aboa yɛn. (2 Be. 32:7, 8) Nea yɛn nuanom a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so yɛe no, momma yensi yɛn bo sɛ yɛn nso yɛbɛyɛ bi. Wɔka kyerɛɛ atumfoɔ a na wɔwɔ hɔ no sɛ: “Sɛ ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so sɛ yetie mo mmom sen Onyankopɔn a, mo ankasa mummua. Na yɛn mmom de, nea yɛate na yɛahu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.”​—Aso. 4:19, 20. w19.07 13 ¶18-20

Fida, April 16

Onipa komam nsusuwii te sɛ nsu a emu dɔ, na nhumufo na ɔbɛsaw.​—Mmeb. 20:5.

Sɛ yɛreka asɛmpa no a, sɛnea nkurɔfo a yehyia wɔn susuw nneɛma ho no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu nea enti a wokura adwene a ɛte saa. yɛe no bio. Wɔtetee ɔsomafo Paulo wɔ Yudafo mu. Enti, na ɛsɛ sɛ ɔsesa ɔkwan a ɔfa so ka asɛm no kyerɛ Amanaman mufo, efisɛ na wonnim Yehowa ne Kyerɛwnsɛm no yiye anaa na wonnim Yehowa ne Kyerɛwnsɛm no ho hwee. Ebia ɛho behia sɛ yɛyɛ nhwehwɛmu bi anaa yɛhwehwɛ mmoa fi asafo no mufo a wɔn ho akokwaw hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya ayamhyehye ama nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu na yɛate wɔn ase. (1 Kor. 9:20-23) Yɛn botae ne sɛ yebehu wɔn a ‘wɔfata.’ (Mat. 10:11) Sɛ yebehu wɔn a, ɛsɛ sɛ yɛma nkurɔfo kyerɛ wɔn adwene na afei yɛyɛ aso tie wɔn. Ɛyɛ a onua bi a ɔwɔ England ma nkurɔfo kyerɛ wɔn adwene wɔ nsɛm bi ho. Nsɛm bi te sɛ, nea ɛde anigye ba aware mu, sɛnea wɔtete mmofra, anaa nea ɛma yetumi gyina nhyɛso ano. Sɛ otie wɔn adwenkyerɛ wie a, ɔka sɛ, “Afotu a merebɛka ho asɛm yi, bɛyɛ mfe 2,000 ni na wɔkyerɛwee. Wudwen ho sɛn?” Ɛno akyi no, obue kyerɛwnsɛm a ɛfata wɔ ne fon so kyerɛ wɔn a ɔmmɔ “Bible” din. w19.07 21-22 ¶7-8

Memeneda, April 17

Nanso Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.​—Rom. 5:8.

Sɛn pa ara na ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn? Yesu ka kyerɛɛ Farisini bi sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Mat. 22:36, 37) Yɛpɛ sɛ yɛde yɛn koma nyinaa dɔ Onyankopɔn, na yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ no bi ne bi. Enti, yɛpɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no mu kɔ so yɛ den da biara da. Ɛsɛ sɛ yehu Onyankopɔn na ama yɛatumi adɔ no. Bible ka sɛ: “Nea ɔnnɔ no nnim Onyankopɔn, efisɛ Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yoh. 4:8) Ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ, sɛ yenya Onyankopɔn ho “nokware nimdeɛ ne nhumu nyinaa” a, ɔdɔ a yɛwɔ ma no no mu bɛkɔ so ayɛ den. (Filip. 1:9) Bere a yefii ase suaa Bible no, ɛwom sɛ na yennim Onyankopɔn ho nsɛm pii de, nanso yenyaa ne ho dɔ. Afei bere a yesuaa Yehowa ho ade pii no, ɔdɔ a yɛwɔ ma no no mu yɛɛ den. Ɛno nti, ɛho hia pa ara sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm no daa na yedwinnwen ho!​—Filip. 2:16. w19.08 9 ¶4-5

Kwasida, April 18

Baanu ye sen obiakofo.​—Ɔsɛnk. 4:9.

Seesei, sɛ wowɔ baabi foforo a, ɛsɛ sɛ wunya nnamfo foforo wɔ hɔ. Sɛ wopɛ sɛ wunya adamfo a, kae sɛ, ɔdɔ kɔ nea ɔdɔ wɔ. Ka osuahu a ɛka koma a Yehowa ama woanya kyerɛ afoforo, na ma afoforo nhu sɛ w’ani gye wɔ Yehowa som mu. Sɛ wo kunu anaa wo yere na ɔyare nti mugyaee bere nyinaa som adwuma a, mmɔ no sobo. Sɛ nso, wo ara na na woyare a, mmu wo ho fɔ, na ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ woadi wo kunu anaa wo yere huammɔ. Kae sɛ, moyɛ “ɔhonam koro,” na mohyɛɛ Yehowa bɔ sɛ nea ebesi biara no, mo mu biara bɛhwɛ ne yɔnko. (Mat. 19:5, 6) Sɛ nyinsɛn a wonhwɛ kwan nti na wugyaee bere nyinaa som adwuma a, ma wo ba no nhu sɛ ɔsom bo ma wo sen ɔsom adwuma biara a na woyɛ. Ɛyɛ a ka kyerɛ wo ba no sɛ ɔyɛ “akatua” a Onyankopɔn de ama wo. (Dw. 127:3-5) Afei nso, nneɛma a esisii a ɛmaa w’ani gyei wɔ bere nyinaa som adwuma no mu no, ɛyɛ a ka ho asɛm kyerɛ wo ba no. Woyɛ saa a, ebetumi ahyɛ wo ba no nkuran ama ɔde ne bere nyinaa asom Yehowa sɛnea woyɛe no, na ama n’ani agye. w19.08 22 ¶10-11

Dwoda, April 19

Bra ma menkyerɛ wo aguaman kɛse . . . no atemmu.​—Adi. 17:1.

Babilon Kɛse no anaa wiase atoro som ahemman no abɔ Onyankopɔn din ahohora paa. Waka atosɛm afa Onyankopɔn ho. Ɔde ne ho abɔ wiase atumfoɔ no ama ɔne wɔn abɔ aguaman wɔ honhom fam. Wahyɛ n’asɔremma so, na wagye wɔn sika. Wakunkum nnipa pii, na Onyankopɔn asomfo binom ka ho. (Adi. 18:24; 19:2) “Akekaboa kɔkɔɔ” no “mmɛn du” no na Yehowa nam so bɛsɛe “aguaman kɛse” no. Saa aboa no gyina hɔ ma Amanaman Nkabom no. Mmɛn du no gyina hɔ ma wiase atumfoɔ a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔtaa Amanaman Nkabom no akyi no. Onyankopɔn bere a wahyɛ no du a, saa wiase atumfoɔ no bɛtow ahyɛ Babilon Kɛse no so. Bible ka sɛ: ‘Wɔbɛyɛ no pasaa na wɔama wada adagyaw.’ Wobegye n’ahode nyinaa na wɔama obiara ahu bɔne a wayɛ. (Adi. 17:3, 16) Saa ɔsɛe a ɛbɛba prɛko pɛ no, ɛbɛyɛ te sɛ biribi a esi da koro pɛ. Ɛbɛma wɔn a wɔtaa Babilon Kɛse no akyi ho adwiriw wɔn. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Babilon Kɛse no ahoahoa ne ho mpɛn pii sɛ: “Merenhu awerɛhow da.”​—Adi. 18:7, 8. w19.09 10 ¶10-11

Benada, April 20

Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me.​—Mat. 11:29.

Yesu to nsa frɛ obiara, na obiara a ɔpɛ paa sɛ ɔsom Onyankopɔn no, Yesu rempo no da. (Yoh. 6:37, 38) Adwuma a Yehowa de ahyɛ Yesu nsa no, wama Kristo akyidifo nyinaa kwan sɛ wɔn nso nyɛ bi. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu bɛka yɛn ho bere nyinaa na waboa yɛn ama yɛayɛ adwuma no. (Mat. 28:18-20) Ná nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase pɛ sɛ wɔbɛn Yesu. (Mat. 19:13, 14; Luka 7:37, 38) Adɛn ntia? Yɛnhwɛ nsonsonoe a ɛwɔ Yesu ne Farisifo no ntam. Ná saa nyamesom akannifo no mpɛ nnipa, na na wɔyɛ ahantan. (Mat. 12:9-14) Yesu de, na ɔpɛ nnipa, na na ɔbrɛ ne ho ase. Ná Farisifo no pɛ din, na na wɔde wɔn dibea hoahoa wɔn ho. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa, na mmom ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase. (Mat. 23:2, 6-11) Farisifo no dii nkurɔfo so tumi, efisɛ wohunahunaa nkurɔfo de ehu hyɛɛ wɔn mu. (Yoh. 9:13, 22) Yesu maa nkurɔfo ho dwoo wɔn; ɔne afoforo dii no yiye, na ɔkaa nsɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛɛ wɔn. Woasua saa suban ahorow yi afi Yesu hɔ anaa? w19.09 20 ¶1; 21 ¶7-8; 23 ¶9

Wukuda, April 21

Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.​—Yak. 4:8.

Asafo nhyiam ahorow boa ma yɛbɛn Yehowa kɛse. Ɛnnɛ, adwene a yɛwɔ wɔ asafo nhyiam a yɛbɛkɔ ho no, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ, sɛ ɔtaa ba daakye a, yebetumi agyina ano anaa yɛrentumi nnyina ano. (Heb. 10:24, 25) Adɛn nti na yɛreka saa? Sɛ nneɛma nketenkete bi nti yɛnkɔ asafo nhyiam nnɛ a, ɛkɔba sɛ daakye ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nkwa to asiane mu na ama yɛne yɛn nuanom Kristofo ahyia a, dɛn na yɛbɛyɛ? Nanso, sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ asafo nhyiam ahorow na ɛkɔba sɛ wɔn a wɔsɔre tia yɛn yɛ wɔn adwene sɛ wobesiw yɛn kwan a, yɛbɛkɔ. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn pa ara sɛ yɛbɛkɔ asafo nhyiam. Sɛ yɛma asafo nhyiam a yɛbɛkɔ ho hia yɛn pa ara a, sɛ nkurɔfo sɔre tia yɛn oo, sɛ aban mpo bara yɛn oo, yɛbɛkɔ so atie Onyankopɔn mmom asen nnipa. (Aso. 5:29) Kyere kyerɛwnsɛm a ɛda wo koma so gu wo tirim. (Mat. 13:52) Ebia wo werɛ taa fi ade, nanso Yehowa betumi de ne honhom kronkron a tumi wom no aboa wo ama woakaakae saa kyerɛwnsɛm no. (Yoh. 14:26) Saa kyerɛwnsɛm no bɛboa wo ama woakɔ so abɛn Yehowa, na woakura wo mũdi mu akosi ase. w19.07 3 ¶5; 4 ¶8-9

Yawda, April 22

Hu eyi sɛ nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.​—2 Tim. 3:1.

Afe 1914 twaam ansa na wɔrewo wo anaa? Sɛ saa a, ɛnde woatena wiase yi “nna a edi akyiri” no mu wo nkwa nna nyinaa. Nneɛma a Yesu ka too hɔ sɛ ebesisi saa bere yi mu no, yɛate ho asɛm. Ebi ne akodi, aduankɔm, asasewosow, ɔyaredɔm, amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso, ne ɔtaa a wɔde bɛba Yehowa nkurɔfo so. (Mat. 24:3, 7-9, 12; Luka 21:10-12) Ɔsomafo Paul kaa suban a nkurɔfo bɛda no adi ho asɛm too hɔ, na ɛno nso, yɛahu sɛ abam. Yɛn a yɛsom Yehowa de, yegye di paa sɛ yɛte “nna a edi akyiri no” mu. (Mika 4:1) Efi afe 1914 no, mfe pii atwam, enti yebetumi aka sɛ yɛte “nna a edi akyiri no” awiei mu. Esiane sɛ wiase yi awiei abɛn paa nti, ɛsɛ sɛ yenya nsɛmmisa a ɛho hia yi ho mmuae: Nneɛma bɛn na ebesisi wɔ “nna a edi akyiri no” awiei? Bere a yɛretwɛn sɛ saa nneɛma no besisi no, dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ? w19.10 8 ¶1-2

Fida, April 23

Nea obegyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.​—Mat. 24:13.

Ɛnyɛ sɛ nneɛma kɔ yiye a ɛnna yebenya boasetɔ. Mmom, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɛnna yebetumi agyina sɔhwɛ ano. (Rom. 12:12) Ɛbɔ a Yesu hyɛe a ɛwɔ nnɛ asɛm no mu no kyerɛ sɛ, sɛ yɛrehyia nsɛnnennen mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di nokware. Sɔhwɛ biara a yehyia nnɛ no, sɛ yetumi gyina ano a, yɛn gyidi bɛyɛ den ansa na ahohiahia kɛse no afi ase. Sɛnea yɛde yɛn ho to Yehowa so a ɛma yenya boasetɔ no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so na ama yɛanya akokoduru. Dɛn na yɛbɛyɛ na ama yɛde yɛn ho ato Yehowa so kɛse? Sɛ yɛkenkan Yehowa Asɛm da biara da na yedwinnwen sɛnea ogyee ne nkurɔfo tete no ho a, yebetumi de yɛn ho ato no so. (Dw. 68:20; 2 Pet. 2:9) Sɛ wiase atumfoɔ no tow hyɛ yɛn so wɔ ahohiahia kɛse no mu a, ebehia sɛ yenya akokoduru na yɛde yɛn ho to Yehowa so kɛse sen bere biara. (Dw. 112:7, 8; Heb. 13:6) Ɛnnɛ, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, yebenya akokoduru bere a Gog atow ahyɛ yɛn so no. Yehu paa sɛ Yehowa beyi ne yam abɔ yɛn ho ban daa ama yɛn ho adwo yɛn.​—1 Kor. 13:8. w19.10 18 ¶15-16

Memeneda, April 24

Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.​—1 Yoh. 5:19.

Ɔbonsam na odi wiase yi so, na ɔnam wiase no so ma nneɛma a nnipa pɛ ho behia yɛn paa wɔ yɛn asetenam na ɔma ɛyɛ den sɛ yɛbɛko atia akɔnnɔ bɔne. (Efe. 2:1-3) Satan botae ne sɛ ɔbɛma yɛde yɛn koma akodi nneɛma foforo akyi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ano bɛbrɛ ase. Bere a ɔsomafo Petro kyerɛw Satan wiase awiei ne wiase foforo a ɛreba no ho asɛm no, ɔkaa sɛ: “Adɔfo, esiane sɛ moretwɛn eyinom nti, monyɛ nea mubetumi biara mma ommehu mo sɛ nnipa a wɔn ho nni nkekae ne dɛm biara wɔ asomdwoe mu.” (2 Pet. 3:14) Sɛ yetie saa afotu no na yɛyɛ nea yebetumi nyinaa sɛ yɛbɛbɔ bra pa na yɛasom Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so a, ɛkyerɛ sɛ Yehowa nko ara na yɛsom no. Satan ne ne wiase no bɛkɔ so ayere wɔn ho sɛ wobepiapia yɛn ama yɛde nneɛma foforo adi kan wɔ yɛn asetenam sen sɛ yɛde Yehowa bedi kan. (Luka 4:13) Nanso, sɛ yehyia nsɛnnennen mpo a, yɛremfa yɛn koma nkodi obi anaa biribi foforo biara akyi ka Yehowa ho. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛsom Yehowa nko ara, efisɛ ɔno nko ara na ɛfata sɛ yɛsom no! w19.10 27 ¶4; 31 ¶18-19

Kwasida, April 25

Me bɔne dan me adwennwen.​—Dw. 38:18.

Nneɛma bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ mfomso sɛ yebedwinnwen ho. Nhwɛso bi ni. Nea yɛbɛyɛ de asɔ Yehowa ne Yesu ani no, sɛ yedwinnwen ho a, mfomso biara nni ho. (1 Kor. 7:32) Sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a, yedwinnwen ho hwɛ nea yebetumi ayɛ ama yɛne Onyankopɔn ntam asan ayɛ kama. Ade foforo a yedwinnwen ho ne nea yebetumi ayɛ de asɔ yɛn kunu anaa yɛn yere ani, ne sɛnea yɛbɛhwɛ yɛn mmusua na yɛaboa yɛn mfɛfo gyidifo. (1 Kor. 7:33; 2 Kor. 11:28) Nanso adwinnwen bebrebe betumi asɛe yɛn gyidi. Ebi ne sɛ, ebia yebedwinnwen aduan a yebedi ne atade a yɛbɛhyɛ ho daa. (Mat. 6:31, 32) Ɛba saa a, ebia yɛbɛkɔ akodi ahonyade akyi. Sɛ yɛma biribi a ɛte saa to yɛn a, gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no bɛyɛ mmerɛw, na ɛbɛsɛe yɛne no ntam. (Mar. 4:19; 1 Tim. 6:10) Afei, sɛ ade a ɛho hia yɛn ara ne sɛ nkurɔfo begye yɛn atom a, ɛno nso betumi agyaw yɛn adwinnwen. Ɛba saa a, sɛ nkurɔfo di yɛn ho fɛw anaa wɔtaa yɛn a, ebia ehu bɛka yɛn, na ɛbɛyɛ den sɛ yebedi Yehowa mmara so. Nea ɛbɛyɛ na yɛantɔ asiane a ɛte saa mu no, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn gyidi ne akokoduru a yehia na yɛansuro nnipa.​—Mmeb. 29:25; Luka 17:5. w19.11 15 ¶6-7

Dwoda, April 26

Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Onyankopɔn efisɛ oyi ne yam ma nnipa nyinaa ade.​—Yak. 1:5.

Gyinae bi wɔ hɔ a, ɛho hia araa ma yesi a yɛnsesa yɛn adwene wɔ ho. Ɛho nhwɛso ne sɛ, yɛasi gyinae sɛ yɛbɛsom Yehowa na yɛrensesa yɛn adwene. Afei nso, sɛ yɛaware a, yɛasi yɛn bo sɛ yebedi yɛn kunu anaa yɛn yere nokware. (Mat. 16:24; 19:6) Nanso, gyinae a yɛasi no bi wɔ hɔ a, ebia ebehia sɛ yɛyɛ nsakrae. Adɛn ntia? Efisɛ nneɛma tumi sesa. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa? Ɔkwan bi so no, yɛn nyinaa hia “nyansa” wɔ nneɛma bi mu. Enti sɛ woresi gyinae bi anaa woasi gyinae bi na ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae a, srɛ Yehowa na ɔmmoa wo. Woyɛ saa a, Yehowa bɛboa wo ama woasisi gyinae pa. Yɛ nhwehwɛmu kɔ akyiri. Kenkan Onyankopɔn Asɛm ne nhoma a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ, na wo ne wɔn a wɔbɛma wo afotu pa mmɔ nkɔmmɔ. (Mmeb. 20:18) Sɛ wopɛ sɛ wosesa adwuma a woyɛ, wutu kɔ baabi, anaa wunya nhomasua a ɛbɛboa wo ama woatumi ahwɛ wo ho de ayɛ wo som adwuma a, ɛho hia sɛ woyɛ nhwehwɛmu ansa na woasi saa gyinae no. w19.11 27 ¶6-8

Benada, April 27

M’asɛm yɛ mmɔbɔ! Hena na obegye me afi nipadua a ɛrekɔ owu mu yi mu?​—Rom. 7:24.

Anigyesɛm ne sɛ, Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe bi a ɛbɛma wɔagye yɛn afi bɔne mu. Yesu so na ɔbɛfa agye yɛn. Bɛboro mfe 700 ansa na Yesu reba asase so no, odiyifo Yesaia hyɛɛ ahofadi kɛse bi a yebenya daakye ho nkɔm. Saa ahofadi kɛse no bɛkyɛn ahofadi a na Israelfo no nya wɔ Ahofadi afe no mu no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa honhom wɔ me so, efisɛ Yehowa asra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahobrɛasefo. Wasoma me sɛ memmɛkyekyere koma a abubu, na menka ogye ho asɛm nkyerɛ nnommum.” (Yes. 61:1) Hena na saa nkɔmhyɛ no fa ne ho? Bere a Yesu hyɛɛ ne som adwuma ase mu hɔ baabi no na saa nkɔmhyɛ titiriw a ɛfa ahofadi ho no fii ase baa mu. Bere a Yesu kɔɔ hyiadan a ɛwɔ ne kurom Nasaret mu no, ɔkenkan Yesaia nkɔmhyɛ no kyerɛɛ Yudafo a na wɔahyiam wɔ hɔ no. Yesu ma wohui sɛ saa nkɔmhyɛ no fa ne ho.​—Luka 4:16-19. w19.12 9-10 ¶6-8

Wukuda, April 28

Yɛn Nyankopɔn mmoa so yenyaa akokoduru de kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo ɔbrɛ pii mu.​—1 Tes. 2:2.

Sɛ wubetumi agyina ɔtaa ano a, ehia sɛ wunya akokoduru. Sɛ wuhu sɛ wunni akokoduru a, dɛn na wubetumi ayɛ? Kae sɛ, ɛnyɛ obi ahoɔden, ne nimdeɛ, sɛ́ ɔyɛ tenten anaa tiatia, ɔsõ anaa osua na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ akokoduru. Yɛnhwɛ nea esii bere a aberantewa Dawid kɔɔ Goliat so no. Sɛ yɛde Dawid toto Goliat a ɔyɛ ɔbran no ho a, na Dawid sua koraa, na n’ahoɔden nnu Goliat de ho hwee, na na onni akode papa biara nso. Nkrante mpo, na Dawid nni bi. Nanso, na ɔwɔ akokoduru pa ara. Dawid de akokoduru tuu mmirika ne saa ɔbran a ɔyɛ ahantan no kɔkoe. Dɛn na ɛmaa Dawid nyaa akokoduru saa? Ná ogye di pa ara sɛ Yehowa ka ne ho. (1 Sam. 17:37, 45-47) Sɛ Dawid de ne ho toto Goliat a, na Dawid sua koraa, nanso ɛnyɛ ɛno na na ɔrehwɛ. Mmom, ohui sɛ, sɛ ɔde Goliat toto Yehowa ho a, na Goliat nsɛ hwee koraa. Dɛn na yesua fi saa asɛm yi mu? Wɔn a wɔsɔre tia yɛn no, yɛde wɔn toto ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ho a, wɔnsɛ hwee. Sɛ yegye saa asɛm no di na yehu sɛ Yehowa ka yɛn ho a, ɛbɛma yɛanya akokoduru.​—2 Be. 20:15; Dw. 16:8. w19.07 5 ¶11-13

Yawda, April 29

‘Me mfɛfo adwumayɛfo abɛyɛ aboafo a wɔahyɛ me den.’​—Kol. 4:11.

Ná Tihiko yɛ ɔsomafo Paul yɔnko Kristoni a ɔwɔ ne mu ahotoso. (Aso. 20:4) Bɛyɛ afe 55 Y.B. Paul yɛɛ nhyehyɛe sɛ wonnyigye sika mfa nkɔboa Kristofo a wɔwɔ Yudea a na atoyerɛnkyɛm ato wɔn no. Ɛbɛyɛ sɛ ɔmaa Tihiko boa ma wɔyɛɛ saa adwuma titiriw yi. (2 Kor. 8:18-20) Akyiri yi, bere a wɔde Paul too afiase bere a edi kan wɔ Roma no, Tihiko na na ɔsomasoma no. Ɔde nkrataa ne nkuranhyɛsɛm a efi Paul hɔ kɔmaa asafo ahorow a ɛwɔ Asia no. (Kol. 4:7-9) Tihiko antwe ne ho amfi Paul ho da. (Tito 3:12) Kristofo a na wɔwɔ hɔ saa bere no, ɛnyɛ wɔn nyinaa na na Paul betumi de ne ho ato wɔn so te sɛ Tihiko. Bɛyɛ afe 65 Y.B. bere a wɔde Paul too afiase ne mprenu so no, ɔkyerɛwee sɛ na Kristofo mmarima a wɔwɔ Asia mantam no mu pii mpɛ sɛ wɔne no bɛbɔ. Ɛbɛyɛ sɛ na wosuro sɛ nkurɔfo bɛsɔre atia wɔn. (2 Tim. 1:15) Nanso Tihiko de, na Paul betumi de ne ho ato no so, enti ɔmaa no dwumadi foforo. (2 Tim. 4:12) Yebetumi aka paa sɛ na Paul ani sɔ sɛ ɔwɔ adamfo pa te sɛ Tihiko. w20.01 10 ¶7-8

Fida, April 30

Yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so ayi akyerɛ yɛn.​—1 Kor. 2:10.

Ebia woredwen ho sɛ Onyankopɔn de ne honhom kronkron asra wo anaa. Sɛ saa na w’adwene yɛ wo a, susuw nsɛmmisa a ɛho ehia yi ho: Wopɛ paa sɛ woyɛ nea Yehowa pɛ anaa? Wususuw sɛ wode nsi ne ahokeka na ɛreyɛ asɛnka adwuma no? Woyere wo ho sua Onyankopɔn Asɛm no na w’ani gye ho sɛ wubesua “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ” no ho ade anaa? Wususuw sɛ Yehowa ama w’asɛnka adwuma no rekɔ yiye? Wuhu wɔ wo komam paa sɛ ɛyɛ w’asɛde sɛ woboa afoforo ma wosua Yehowa ho ade? Woahu biribi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa aboa wo wɔ akwan pɔtee bi so wɔ w’asetenam anaa? Sɛ wutumi yi saa nsɛmmisa yi nyinaa ano sɛ yiw a, ɛno kyerɛ sɛ Onyankopɔn afrɛ wo sɛ kɔ soro anaa? Dabi, ɛnkyerɛ saa. Adɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn somfo biara betumi ate nka saa ɛmfa ho sɛ wɔasra no anaa wɔnsraa no. Sɛ Yehowa somfo bi wɔ anidaso sɛ ɔbɛkɔ soro oo, ɔbɛtena asase so oo, Yehowa betumi de ne honhom kronkron aboa no ama wayɛ weinom nyinaa. Asɛm no ne sɛ, sɛ w’adwene nsi wo pi sɛ wɔde honhom kronkron asra wo a, ɛno nko ara mpo kyerɛ sɛ wɔmfrɛɛ wo. Wɔn a Yehowa afrɛ wɔn no adwene nhinhim sɛ wɔasra wɔn anaa wɔnsraa wɔn! Wonim pefee sɛ Yehowa afrɛ wɔn! w20.01 23 ¶14

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena