September
Wukuda, September 1
M’Agya ayɛ adwuma abesi sesɛɛ, na me nso mekɔ so yɛ adwuma.—Yoh. 5:17.
Sɛnea Yehowa ne Yesu yere wɔn ho yɛ adwuma no, ɛkyerɛ sɛ ɛho nhia sɛ yɛhome anaa? Ɛnkyerɛ saa koraa. Yehowa de, ɔmmrɛ, enti sɛ ɔyɛ adwuma bi wie a enhia sɛ ɔhome. Nanso Bible ka sɛ, bere a Yehowa bɔɔ ɔsoro ne asase no, ‘ɔhomee, na odwudwoo ne ho.’ (Ex. 31:17) Enti, wei kyerɛ sɛ Yehowa gyaee ade bɔ, na ogyee bere hwɛɛ nneɛma a na wabɔ no ma ne koma tɔɔ ne yam. Ɛwom sɛ Yesu nso yeree ne ho yɛɛ adwuma bere a ɔwɔ asase so de, nanso ogyee bere de homee na ɔne ne nnamfo didii. (Mat. 14:13; Luka 7:34) Bible hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo nkuran sɛ wɔnyɛ adwuma. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo yere wɔn ho yɛ adwuma; ɛnsɛ sɛ wɔyɛ akwadworɔ. (Mmeb. 15:19) Ebia woyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahwɛ w’abusua. Afei nso, ɛyɛ Kristo asuafo nyinaa asɛde sɛ wɔka asɛmpa no. Nanso, ɛho hia sɛ wugye w’ahome sɛnea ɛsɛ. w19.12 2 ¶2; 3 ¶4-5
Yawda, September 2
Kristo mpo huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.—1 Pet. 2:21.
Nka adaemone ho nsɛm. Ɛsɛ sɛ yesuasua nea Yesu yɛe wɔ wei ho. Ansa na Yesu reba asase so no, na ɔte soro, na na onim Satan ne adaemone no ho nsɛm pii. Nanso, wanka nea saa ahonhommɔne no ayɛ ho asɛm. Ná Yesu pɛ sɛ odi Yehowa ho adanse, na ɛnyɛ sɛ ɔbɛbɔ Satan ho nsɛm dawuru. Yebetumi asuasua Yesu; yɛremmɔ adaemone ho dawuru. Mmom, yɛnam yɛn kasa so da no adi sɛ ‘asɛmpa ahyɛ yɛn koma ma abu so’; ɛno ne nokware no. (Dw. 45:1) Nsuro ahonhommɔne. Wiase bɔne yi mu no, asiane betumi ato yɛn. Yebetumi anya akwanhyia, yare betumi abɔ yɛn, anaa mpo, yɛawu mpofirim. Nanso, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ahonhom na wɔde ɔhaw ahorow yi ba. Bible ka sɛ “asiane” betumi ato obiara bere a ɔnhwɛ kwan. (Ɔsɛnk. 9:11) Yehowa ama yɛahu sɛ ɔwɔ tumi sen adaemone no koraa. w19.04 23-24 ¶13-14
Fida, September 3
Atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no, Onyankopɔn na ɔde wɔn asisi wɔn sibea.—Rom. 13:1.
Aban mmara a ɛkyerɛ sɛ wɔbɔ obi sobo sɛ wato abofra mmonnaa a ɛsɛ sɛ wɔbɔ aban no amanneɛ no, mpanyimfo no di so anaa? Yiw, wodi so. Aman a wɔwɔ mmara a ɛte saa no, sɛ wɔbɔ obi sobo sɛ wato abofra mmonnaa a, mpanyimfo no bɔ mmɔden di mmara biara a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ aban no amanneɛ no so. Saa mmara no ntia Onyankopɔn mmara. (Aso. 5:28, 29) Enti sɛ mpanyimfo no te sɛ obi ato abofra mmonnaa a, wɔyɛ ntɛm hwehwɛ akwankyerɛ a ɛbɛboa wɔn ama wɔadi aban mmara no so. Mpanyimfo no ma mmofra a wɔato wɔn mmonnaa no ne wɔn awofo, ne obiara a onim asɛm no awerɛhyem sɛ, wobetumi akɔbɔ aban amanneɛ sɛ wɔato abofra bi mmonnaa. Sɛ nea wɔabɔ no sobo no wɔ asafo no mu na wɔbɔ aban amanneɛ, na ɛma asɛm no trɛw wɔ mpɔtam hɔ nso ɛ? Ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔkɔbɔɔ amanneɛ no nya adwene sɛ ɔno na wama Onyankopɔn din ho agu fĩ anaa? Dabi. Mmom, nea wato abofra no mmonnaa no na wagu Onyankopɔn din ho fĩ. w19.05 10 ¶13-14
Memeneda, September 4
Wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm wɔ Onyankopɔn anim.—1 Kor. 3:19.
Bible ka kyerɛ okunu ne ɔyere sɛ wonni wɔn ho wɔn ho ni, na ɛbɔ a wɔhyehyɛɛ wɔn ho bere a wɔreware no, wonni so. Ɛhyɛ awarefo nkuran sɛ wonsi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so atena. Ɛka sɛ: “Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔfam ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.” (Gen. 2:24) Nanso, wɔn a wɔde wiase nyansa bɔ wɔn bra no de, ɛsono wɔn adwene. Nea wɔka ne sɛ, okunu ne ɔyere no mu biara mfa n’adwene nsi nea ehia n’ankasa so. Nhoma bi a ɛka awaregyae ho asɛm ka sɛ: “Ayeforo ahorow bi ase no, sɛ́ anka awarefo no bɛka ntam a obiara nim sɛ awarefo taa ka a ɛne sɛ ‘bere tenten a yɛn mmienu bɛbom atena ase’ no, wɔgow ntam no mu kaa no sɛ ‘bere tenten a yɛn mmienu bɛkɔ so adɔ yɛn ho.’” Esiane sɛ nkurɔfo mmu aware sɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛtena hɔ daa nti, ama mmusua pii mu atetew, na ama nnipa pii di yaw kɛse. Nokwasɛm ne sɛ, sɛnea wiase no bu aware sɛ biribi a mfaso nni so no, ɛyɛ nkwaseasɛm. w19.05 23 ¶12
Kwasida, September 5
Mommfa wiase nhyehyɛe yi su.—Rom. 12:2.
Ná nneɛma haw Paulo, efisɛ na Kristofo binom ama Satan wiase no nyansa ne wiase no nsusuwii bɔne regye wɔn adwene. (Efe. 4:17-19) Saa asɛm yi betumi ato yɛn mu biara. Satan na ɔyɛ wiase yi nyame, na wayere ne ho pa ara sɛ ɔbɛma yɛatwe yɛn ho afi Yehowa ho, enti obetumi afa akwan ahorow so ayɛ saa. Emu baako ne sɛ, sɛ ohu sɛ yɛpɛ anuonyam anaa yɛpɛ sɛ yegye din a, ɔbɛyɛ n’adwene sɛ ɔbɛfa so atwe yɛn afi Yehowa ho. Obetumi mpo afa ntetee a yɛanya, yɛn amammerɛ, anaa nneɛma a yɛasua wɔ sukuu so ama yɛanya n’adwene. Yemmisa sɛ, yebetumi atutu nneɛma a “agye ntini” wɔ yɛn adwenem no agu anaa? (2 Kor. 10:4) Yɛnhwɛ mmuae a Paulo de mae yi: “Yɛretutu nsusuwii ne ade a ɛkorɔn biara a wɔama so atia Onyankopɔn nimdeɛ agu; na yɛfa nsusuwii nyinaa nnommum ma ɛyɛ setie ma Kristo.” (2 Kor. 10:5) Yebetumi aka pa ara sɛ, Yehowa bɛboa yɛn ama yɛatumi ayi nsusuwii bɔne afi yɛn adwenem. w19.06 8 ¶1-3
Dwoda, September 6
Me de, Onyankopɔn a mɛbɛn no no ye ma me. Awurade Tumfoɔ Yehowa na mede no ayɛ me guankɔbea.—Dw. 73:28.
Ɛwom sɛ na Hanah, Dawid, ne odwontofo bi reteetee paa de, nanso wɔn nyinaa hwehwɛɛ mmoa fii Yehowa hɔ. Wɔbɔɔ Yehowa mpae kaa nea ɛhaw wɔn kyerɛɛ no. Nea enti a na wɔreteetee no, woyii wɔn yam kaa ho asɛm kyerɛɛ Yehowa. Wɔkɔɔ Yehowa asɔrefie daa kɔsom no. (1 Sam. 1:9, 10; Dw. 55:22; 73:17; 122:1) Yehowa yam hyehyee no maa wɔn na otiee wɔn mu biara. Hanah nyaa asomdwoe. (1 Sam. 1:18) Dawid kaa sɛ: “Ɔtreneeni amanehunu dɔɔso, nanso Yehowa gye no ne nyinaa mu.” (Dw. 34:19) Akyiri yi, odwontofo no tee nka sɛ Yehowa ‘kura ne nsa nifa,’ na ɔrema no afotu pa. (Dw. 73:23, 24) Dɛn na yesua fi wɔn asɛm no mu? Ɛtɔ da a, ɔhaw betumi ahyɛ yɛn so araa ma ateetee yɛn. Nanso, sɛ yedwinnwen sɛnea Yehowa aboa afoforo ho, na yɛde yɛn ho to no so bɔ no mpae, na yɛyɛ nea ɔka sɛ yɛnyɛ biara a, yebetumi agyina ɔhaw no ano.—Dw. 143:1, 4-8. w19.06 17 ¶14-15
Benada, September 7
Sɛ trenee nti muhu amane mpo a, mowɔ anigye.—1 Pet. 3:14.
Mma asɛm biara a onipa desani bɛka anaa nea ɔbɛyɛ nhyɛ wo aniwu sɛ woyɛ Yehowa Dansefo. (Mika 4:5) Sɛ yedwinnwen nea asomafo a na wɔwɔ Yerusalem no yɛe ho bere a wokum Yesu akyi pɛɛ no a, yebetumi ayi nnipa ho suro afi yɛn mu. Ná asomafo no nim sɛ Yudafo nyamesom akannifo no tan wɔn pa ara. (Aso. 5:17, 18, 27, 28) Nanso, wɔkɔɔ asɔrefie hɔ daa, na wɔdaa wɔn ho adi wɔ baguam sɛ wɔyɛ Yesu asuafo. (Aso. 5:42) Wɔamma ehu ankyekyere wɔn. Yɛn nso, daa sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo wɔ adwuma mu, sukuu mu, ne mpɔtam a yɛte a, yɛremma nnipa ho suro nhyɛ yɛn so. (Aso. 4:29; Rom. 1:16) Adɛn nti na asomafo no ani gyei? Ná wonim nea enti a nkurɔfo tan wɔn, na wɔfaa no sɛ ɛyɛ hokwan sɛ Yehowa apɛde a wɔreyɛ nti nkurɔfo tan wɔn. (Luka 6:23; Aso. 5:41 1 Pet. 2:19-21) Sɛ yɛte ase sɛ nea ɛteɛ a yɛyɛ nti na nkurɔfo tan yɛn a, yɛrennyae Yehowa som da. w19.07 7 ¶19-20
Wukuda, September 8
Mmara ma ho kwan sɛ wɔyɛ adepa homeda.—Mat. 12:12.
Ná Yesu ne n’akyidifo a wɔyɛ Yudafo no di Homeda efisɛ na wɔhyɛ Mose Mmara no ase. Nanso, nsɛm a Yesu kae ne nea ɔyɛe ma ɛdaa adi sɛ, sɛ obi yɛ adepa Homeda na ɔboa nkurɔfo a, na mfomso biara nni ho. (Mat. 12:9-11) Yesu amfa no sɛ, sɛ obi yɛ adepa Homeda na ɔboa nkurɔfo a, wato Homeda mmara no. Nea Yesu yɛe no ma yehu ade titiriw bi nti a Onyankopɔn kaa sɛ Israelfo no nni Homeda no. Esiane sɛ Onyankopɔn nkurɔfo gyaee nnwuma a na wɔyɛ no da biara na wɔhomee nti, wotumi de wɔn adwene sii Onyankopɔn som so. Ɛbɛyɛ sɛ edu Homeda a, na Yesu abusua de saa bere no som Onyankopɔn. Nea ɛma yehu saa ne nea Bible ka fa Yesu ho bere a na ɔwɔ ne kurom Nasaret no. Ɛka sɛ: “Sɛnea [Yesu taa] yɛ homeda no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinaa hɔ sɛ ɔrebɛkenkan ade.” (Luka 4:15-19) Ná Yesu asuafo no mfa Homeda mmara no nni agorɔ koraa, enti nneɛma a na wɔde rebesiesie Yesu amu no, wɔtwɛn maa Homeda no twaam ansa na wɔreyɛ.—Luka 23:55, 56. w19.12 4 ¶10
Yawda, September 9
Na munni anidaso biara.—Efe. 2:12.
Nokware Kristoni biara boa ma yɛhwehwɛ nkurɔfo a wɔwɔ koma pa. Yebetumi de saa adwuma yi atoto nkurɔfo a wɔrehwehwɛ abofra bi a wayera ho. Adɛn nti na yɛreka saa? Yɛnhwɛ asɛm bi a esii ankasa; ɛfa abarimaa bi a wadi mfe mmiɛnsa a ɔyerae ho. Nnipa bɛyɛ 500 na na wɔrehwehwɛ no. Abofra no yerae akyi bɛyɛ nnɔnhwerew 20 no, wɔn a na wɔrehwehwɛ abofra no baako kohuu no wɔ aburofuw bi mu. Onipa a ohuu no no ampɛ sɛ obegye anuonyam ama ne ho sɛ ɔno na ohuu abofra no. Ɔkaa sɛ: “Wɔn nyinaa na wɔboa ma wohuu abofra no.” Nnipa pii te sɛ saa abofra no. Wɔte nka sɛ wɔayera. Wonni anidaso biara, nanso wonya mmoa a, wɔpɛ. Nnipa bɛboro ɔpepem nwɔtwe na yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛhwehwɛ saa nkurɔfo a wɔfata no. Ebia w’ankasa worennya obi a ɔpɛ sɛ wo ne no besua Bible. Nanso, ebia adawurubɔfo foforo a wɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ asasesin koro no ara mu benya obi a ɔpɛ sɛ ohu nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Sɛ onua anaa onuawa bi nya obi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Kristo suani a, obiara a ɔboa ma wɔhwehwɛɛ no no ani betumi agye. w19.07 16 ¶9-10
Fida, September 10
Mebɔ mmɔden sɛ medu botae no ho.—Filip. 3:14.
Ɔsomafo Paulo kaee Kristofo a wɔwɔ Filipi no nea enti a ehia sɛ wɔkɔ so mia wɔn ani tu mmirika no. Afotu a Paulo de maa Filipifo no, ɔde mae wɔ bere a ɛfata mu. Bere a wɔtew asafo no ara na nkurɔfo fii ase taa wɔn. Afe 50 Y.B. no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Paulo ne Silas sɛ ‘wontwa nkɔ Makedonia.’ Wotiei, enti wɔkɔɔ Filipi kɔkaa asɛmpa no. Saa bere no na ɔtaa no fii ase. (Aso. 16:9) Wɔkɔɔ hɔ no, wohuu ɔbea bi a ne din de Lidia ma ‘otiei, na Yehowa buee ne koma mu fann’ ma ɔyɛɛ aso maa asɛmpa no. (Aso. 16:14) Ntɛm ara na ɔne ne fiefo nyinaa bɔɔ asu. Nanso, Ɔbonsam kɔfaa ɔhaw bae. Mmarima a wɔwɔ kurom hɔ twee Paulo ne Silas kɔɔ ɔman no mpanyimfo anim, na wotwaa atoro too wɔn so sɛ wɔrehaw wɔn kurow no. Ɛno nti, wɔhwee Paulo ne Silas de wɔn guu afiase, na akyiri yi, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ womfi kurow no mu. (Aso. 16:16-40) Wɔpaa abaw anaa? Dabi, wɔampa abaw! Anuanom a wɔwɔ asafo a na wɔatew no foforo no mu nso ɛ? Anigyesɛm ne sɛ, wɔn nso ampa abaw! Yebetumi aka sɛ nhwɛso pa a Paulo ne Silas yɛ maa wɔn no hyɛɛ wɔn nkuran pa ara. w19.08 2 ¶1-2
Memeneda, September 11
‘Momma trenee aba nhyɛ mo mã.—Filip. 1:11.
Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne ne nkurɔfo ka saa “trenee aba” no ho. Nea ɛka ho nso ne Yesu mu gyidi a yɛanya ne anidaso papa bi a yɛwɔ a yɛbɛka ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asuafoyɛ adwuma a ɛho hia pa ara yi bi a, na yɛresow “trenee aba.” (Mat. 28:18-20) Tebea biara a yɛwom no, yebetumi ahyerɛn sɛ akanea. Ɛtɔ da a, ɛte sɛ nea nneɛma bi resiw asɛmpaka adwuma a yɛyɛ no kwan, nanso wobɛhwɛ no, na abue kwan bi a yɛde bɛka asɛmpa no. Yɛnhwɛ ɔsomafo Paulo. Bere a ɔkyerɛw krataa kɔmaa Filipifo no, na ɔda afiase wɔ ne fie wɔ Roma. Ɛwom sɛ na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa de, nanso ɔkɔɔ so kaa asɛmpa no kyerɛɛ awɛmfo no ne nkurɔfo a wɔbɛsraa no. Paulo de nsi ne ahokeka kaa asɛmpa no wɔ tebea a ɛte saa mu, na saa a ɔyɛe no maa anuanom nyaa ahotoso ne akokoduru ‘de kaa Onyankopɔn asɛm a wɔansuro.’—Filip. 1:12-14; 4:22. w19.08 12 ¶15-16
Kwasida, September 12
Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wom no ase na wama mo so bere a ɛsɛ mu.—1 Pet. 5:6.
Nea enti paa a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ne sɛ, sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa ani gye. Ɔsomafo Petro ma yehu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware bere a ɔkyerɛw nnɛ asɛm no. Nhoma a wɔato din “Bra Bedi M’akyi” ka faa asɛm a Petro kae no ho wɔ ti 3, nkyekyɛm 23 sɛ: “Ahantan te sɛ awuduru. Ebetumi asɛe ade paa. Sɛ obi wɔ ɔdom akyɛde sɛ dɛn ara, na sɛ ɔyɛ ahantan a, ɔnsɛ hwee wɔ Onyankopɔn ani so. Nanso, sɛ obi nnim hwee na sɛ ɔbrɛ ne ho ase a, Yehowa tumi de no yɛ adwuma. . . . Sɛ wobrɛ wo ho ase a, . . . [n’ani] begye ho sɛ obehyira wo.” Ade a ɛsen biara a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛma Yehowa ani agye! (Mmeb. 23:15) Yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛma Yehowa ani gye, afei nso, ɛboa yɛn pii. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛma nkurɔfo bɛn yɛn. Adɛn nti na ɛte saa? Wo de, hwɛ nnipa a w’ankasa wopɛ sɛ wo ne wɔn bɔ.—Mat. 7:12. w19.09 4 ¶8-9
Dwoda, September 13
Koma mu ɔhantanfo yɛ Yehowa akyide.—Mmeb. 16:5.
Asafo mu mpanyimfo yere wɔn ho boa wɔn nuanom. Afei nso, wɔmma tumi a wɔwɔ no nkɔ wɔn tirim. Mmom, wɔyɛ wɔn nuanom brɛbrɛ. (1 Tes. 2:7, 8) Esiane sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔdɔ wɔn nuanom paa nti, wɔtɔ wɔn bo ase ne wɔn kasa. Andrew asom sɛ asafo mu panyin mfe pii. Ɔkaa sɛ: “Mahu sɛ, sɛ asafo mu panyin yam ye na ɔpɛ nnipa a, otumi boa anuanom ma wɔn koma tɔ wɔn yam. Suban a ɛte saa hyɛ asafo no mufo nkuran ma wotie mpanyimfo no.” Onua foforo a ɔde Tony nso asom sɛ asafo mu panyin mfe pii. Ɔkaa sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ mede afotu a ɛwɔ Filipifo 2:3 no bɛyɛ adwuma, na meyere me ho sɛ bere nyinaa mebu afoforo sɛ wɔkyɛn me. Wei boa me na manhyɛ afoforo sɛ wontie me.” Sɛnea Yehowa brɛ ne ho ase no, saa ara na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no brɛ wɔn ho ase. Ɛwom sɛ Yehowa ne amansan Hene, nanso “ɔbrɛ ne ho ase” ma “ɔbrɛfo so fi mfutuma mu.” (Dw. 18:35; 113:6, 7) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa kyi ahantanfo ne wɔn a wɔyɛ ahomaso. w19.09 16-17 ¶11-12
Benada, September 14
Momfa me kɔndua nto mo ho so.—Mat. 11:29.
Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ho dwo yɛn wɔ Yesu kɔndua ase a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya adwene a ɛfata. Yehowa adwuma na yɛreyɛ, enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ no sɛnea Yehowa pɛ. Yɛn na yɛyɛ adwumayɛfo, ɛnna Yehowa yɛ Adwumawura. (Luka 17:10) Sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛyɛ Yehowa adwuma sɛnea yɛpɛ a, ɛbɛma kɔndua no mu ayɛ duru ama yɛn. Nanso, sɛ yedi Yehowa akwankyerɛ akyi a, yebetumi ayɛ nneɛma a yesusuw sɛ yɛrentumi nyɛ, na yɛadi ɔhaw biara a ɛyɛ yɛn sɛ yɛrentumi nni so no so. Momma yɛnkae sɛ, Yehowa apɛde bɛyɛ hɔ ɔkwan biara so; obi biara rentumi nsiw ho kwan! (Rom. 8:31; 1 Yoh. 4:4) Yɛn botae ne sɛ yɛbɛhyɛ Yehowa a ɔyɛ yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no anuonyam. Yesu bere so no, nkurɔfo a anibere anaa pɛsɛmenkominya nti wɔde wɔn ho kɔhyɛɛ Yesu kɔndua ase no, ankyɛ na wɔn abam bui na wogyaee Yesu akyi di. (Yoh. 6:25-27, 51, 60, 66; Filip. 3:18, 19) Nanso, wɔn a ɔdɔ kann a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa nti wɔde wɔn ho kɔhyɛɛ kɔndua no ase de, wɔde anigye soaa kɔndua no wɔn nkwa nna nyinaa wɔ asase so. Ná wɔhwɛ kwan sɛ wɔne Kristo bɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ soro. Yɛn nso, sɛ yɛde adwempa soa Yesu kɔndua no a, yɛn ani bɛkɔ so agye. w19.09 20 ¶1; 24 ¶19-20
Wukuda, September 15
Mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.—Yoh. 8:32.
Kan no, na atoro nkyerɛkyerɛ agye ntini wɔ wo mu, nanso seesei woade wo ho afi ho. Ɛno nti ama woanya nhyira pii. Yɛn ani agye paa sɛ yɛanya ahofadi a ɛte saa! Wubetumi ahwɛ kwan sɛ daakye nnipa benya ahofadi a ɛkyɛn so. Ɛrenkyɛ, Yesu bɛkeka ne ho ayi atoro som ne aban a aporɔw atetew nyinaa afi hɔ. Onyankopɔn bɛbɔ “nnipakuw kɛse bi” a wɔsom no ho ban, na ɔbɛma wɔanya nhyira pii wɔ paradise wɔ asase so. (Adi. 7:9, 14) Wobenyan nnipa bebree aba nkwa mu, na wɔn a wɔbɛsom Yehowa no bɛde wɔn ho afi nsunsuanso a Adam bɔne no de aba no ho. (Aso. 24:15) Mfirihyia Apem Nniso no mu no, Yesu ne ne mfɛfo adedifo no bɛboa ama adasamma ayɛ pɛ na wɔaboa ama wɔne Onyankopɔn ntam nso ayɛ papa paa. Saa bere no, wɔbɛma obiara ade ne ho afi bɔne ne sintɔ ho. Ahofadi a yebenya no te sɛ ahofadi a na Israelfo no nya wɔ Ahofadi afe no mu no. Wei kyerɛ sɛ nnipa a wɔbɛsom Yehowa nokwarem wɔ asase so no bɛyɛ pɛ, na wɔrenyɛ bɔne bio. w19.12 12-13 ¶14-16
Yawda, September 16
Barnaba boaa no.—Aso. 9:27.
Asomafo no bere so no, ɔbarima yamyefo bi a wɔfrɛ no Yosef (na wɔfrɛ no Barnaba) maa Yehowa de no yɛɛ adwuma. (Aso. 4:36, 37) Bere a Saul bɛyɛɛ gyidini no, na anuanom pii suro sɛ wɔbɛbɛn no, efisɛ na wagye din sɛ obi a ɔtaa asafo no. Nanso Barnaba de, ɔkyekyee Saul werɛ, na ɔboaa no; ɛbɛyɛ sɛ Saul ani sɔe paa. (Aso. 9:21, 26-28) Akyiri yi, mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no hui sɛ ehia sɛ wɔhyɛ anuanom a wɔwɔ akyirikyiri wɔ Antiokia a ɛwɔ Siria no nkuran. Hena na wɔsomaa no? Ɛnyɛ obiara sɛ Barnaba! Ɛfata paa sɛ ɔno na wɔsomaa no. Bible ka sɛ Barnaba ‘fii ase hyɛɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ so mfa koma pintinn ntena Awurade mu.’ (Aso. 11:22-24) Yɛn nso, ɛnnɛ Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛakyekye yɛn nuanom Kristofo werɛ. Ebi ne sɛ, obetumi ama yɛakyekye nkurɔfo a wɔn adɔfo awu werɛ. Ebi nso ne sɛ, sɛ obi yare anaa adwinnwen ahyɛ no so a, Yehowa betumi aka yɛn koma ama yɛakɔsra no anaa yɛafrɛ no wɔ fon so ahyɛ no nkuran. Sɛnea Yehowa de Barnaba yɛɛ adwuma no, wo nso wobɛma Yehowa de wo ayɛ adwuma saa anaa?—1 Tes. 5:14. w19.10 22 ¶8
Fida, September 17
Nea ɔkata bɔne so no hwehwɛ ɔdɔ, na nea otĩ asɛm mu no tetew nnamfo ntam.—Mmeb. 17:9.
Ɛtɔ da na yɛne yɛn nnamfo bom yɛ adwuma a, ɛnyɛ wɔn suban pa nko na yehu; yehu wɔn mfomso nso. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛakɔ so ne wɔn afa nnamfo? Ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛn nuanom nyɛ pɛ. Ɛno nti, sɛ yɛne yɛn nuanom fa nnamfo denneennen a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛremma biribiara nsɛe yɛne wɔn ntam. Sɛ yɛn nnamfo di mfomso a, ebia ebehia sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm tu wɔn fo a yɛremfa biribiara nsie, nanso ɛnsɛ sɛ yɛde twiw wɔn anim. (Dw. 141:5) Afei nso, sɛ wɔyɛ biribi ma ɛhaw yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛde kyɛ wɔn. Sɛ yɛde wɔn mfomso kyɛ wɔn a, ɛnsɛ sɛ yɛkɔfa nea wɔyɛe no ho asɛm ba bio bere foforo. Ade a ɛho hia paa sɛ yɛyɛ wɔ mmere a emu yɛ den yi mu ne sɛ yɛbɛhwɛ suban pa a ɛwɔ yɛn nuanom ho, na ɛnyɛ wɔn mfomso. Yɛyɛ saa a, ɛhyɛ yɛne wɔn adamfofa mu den. Ɛho hia sɛ yɛyɛ saa nnɛ efisɛ sɛ ahohiahia kɛse no ba a, yebehia yɛn nnamfo paa. w19.11 6 ¶13, 16
Memeneda, September 18
Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo . . . monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.—Mat. 28:19, 20.
Sɛ yɛreyɛ Bible adesua a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ ‘asuafo, akyerɛkyerɛ wɔn ama wɔadi nea Yesu ahyɛ nyinaa so.’ Ɛsɛ sɛ yɛboa nkurɔfo ma wohu nea enti a ehia sɛ wogyina Yehowa ne n’Ahenni no afã. Wei hwehwɛ sɛ yɛyere yɛn ho hyɛ nkurɔfo nkuran ma woso nokware no mu yiye, kyerɛ sɛ, yɛboa wɔn ma wɔde nea wosua no yɛ adwuma, wohyira wɔn ho so ma Yehowa, na wɔbɔ asu. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛnna wobenya nkwa Yehowa da no. (1 Pet. 3:21) Efi saa bere yi kosi sɛ wiase yi bɛkɔ n’awiei no, bere a aka no sua koraa. Wei nti, nkurɔfo a yɛne wɔn sua Bible a wɔnyɛ nsakrae biara wɔ wɔn asetenam mfa nkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Yehowa asomfo no, ɛnsɛ sɛ yɛsɛe yɛn bere wɔ wɔn ho. (1 Kor. 9:26) Ɛho hia paa sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no ntɛm paa! Nkurɔfo pii wɔ hɔ a ehia sɛ wɔte Ahenni ho asɛmpa no ansa na aka akyi dodo. w19.10 11-12 ¶14-15
Kwasida, September 19
Ɔmfa aduhuam no ngu gya no so wɔ Yehowa anim.—Lev. 16:13.
Afe biara, sɛ edu Mpata Da no a na Israel man no behyiam ma ɔsɔfo panyin no de mmoa bɔ afɔre ma wɔn. Saa afɔre ahorow no kaee Israelfo no sɛ na ehia sɛ wɔma wɔtew wɔn ho fi wɔn bɔne ho! Nanso, Nea edi kan, na Ɔsɔfo panyin no hwie aduhuam kronkron gu nnyansramma no so, na na aduhuam no tu hua ma dan no mu nyinaa yɛ huamhuamhuam. Dɛn na yebetumi asua afi wei mu? Bible ma yehu sɛ Yehowa asomfo anokwafo mpae sɔ n’ani; ɛte sɛ aduhuam. (Dw. 141:2; Adi. 5:8) Kae sɛ, sɛ ɔsɔfo panyin no de aduhuam no rekɔ Yehowa anim a, na ɔda obu kɛse adi. Saa ara na yɛn nso yɛkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu a, yɛde obu kɛse na ɛkɔ. Yɛn ani sɔ paa sɛ amansan Bɔfo no ma yɛn kwan ma yɛkɔ n’anim na yetumi bɛn no, te sɛ abofra ne ne papa. (Yak. 4:8) Ogye yɛn tom sɛ ne nnamfo! (Dw. 25:14) Yɛn ani sɔ paa sɛ yɛanya saa hokwan yi, enti yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribiara a n’ani nnye ho. w19.11 20-21 ¶3-5
Dwoda, September 20
O Yehowa, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara! Nyansam na woayɛ ne nyinaa. Wo nsa ano adwuma ahyɛ asase so mã.—Dw. 104:24.
Adwene bɛn na nnipa dodow no ara a wɔwɔ baabi a wote no wɔ wɔ adwuma ho? Wokɔ aman pii so a, nkurɔfo yere wɔn ho yɛ adwuma paa sen kan no. Mpɛn pii no, nkurɔfo a wɔyɛ adwuma boro so nni adagyew a wɔde begye wɔn ahome, wonnya bere mma wɔn mmusua, anaa wonnya bere nsua Onyankopɔn ho ade. (Ɔsɛnk. 2:23) Ɔhaw foforo nso ne sɛ, ebinom mpɛ adwuma koraa, na sɛ wɔanyɛ adwuma a, wɔde nsɛm yiyi wɔn ho ano. (Mmeb. 26:13, 14) Nnipa a wɔwɔ wiase no mu binom yɛ adwuma boro so, ebinom nso mpɛ adwuma, nanso yɛnhwɛ adwene a Yehowa ne Yesu wɔ wɔ adwuma ho. Yenim sɛ Yehowa pɛ adwuma. Yesu ma yehui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Ɔkaa sɛ: “M’Agya ayɛ adwuma abesi sesɛɛ, na me nso mekɔ so yɛ adwuma.” (Yoh. 5:17) Abɔfo pii ne amansan kɛse yi nyinaa Onyankopɔn na ɔbɔe; wo de hwɛ adwumasono a ɔyɛe. Afei nso, yehu nneɛma pii a Onyankopɔn abɔ wɔ asase fɛfɛɛfɛ a yɛte so yi so. w19.12 2 ¶1-2
Benada, September 21
Mahu . . . Dawid, ɔbarima a me koma da no so.—Aso. 13:22.
Ɛyɛɛ dɛn na Dawid ne Yehowa faa adamfo saa? Dawid hwɛɛ abɔde, na ɛma osuaa Yehowa ho ade. Bere a Dawid yɛ aberantewa no, na ɔde ne papa nguan kɔ adidi, na na ɔde nnɔnhwerew pii na ɛyɛ saa. Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ saa bere no na ofii ase dwinnwen nneɛma a Yehowa abɔ ho. Sɛ Dawid hwɛ wim anadwo a, na ɛnyɛ nsoromma mpempem nko na ohu, na mmom na ɛma ohu Onii a ɔyɛe no suban nso. (Dw. 19:1, 2) Bere a Dawid dwinnwen sɛnea Yehowa yɛɛ nnipa ho no, ohui sɛ Yehowa wɔ nyansa paa. (Dw. 139:14) Bere a Dawid dwinnwen nneɛma a Yehowa abɔ ho no, ohui sɛ ɔde ne ho toto Yehowa ho a, ɔyɛ nkyene a na wayera mu. (Dw. 139:6) Asuade no ne sɛn? Da biara da, abɔde a atwa wo ho ahyia a ebetumi ama woasua biribi afa Yehowa ho no, dwinnwen ho. Abɔde no bi ne afifide, mmoa, ne nnipa. Woyɛ saa a, da biara wubesua nneɛma pii afa w’Agya a ɔdɔ wo no ho. (Rom. 1:20) Afei nso, wubehu sɛ ɔdɔ a wowɔ ma no no mu bɛyɛ den da biara da. w19.12 19-20 ¶15-17
Wukuda, September 22
Gyidi nti bere a Mose nyinii no, wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba.—Heb. 11:24.
Mose de nea osuae yɛɛ adwuma. Bere a Mose dii bɛyɛ mfe 40 no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔne Hebrifo a na wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo no bɛbɔ; na mmom wampɛ sɛ “wɔfrɛ no Farao babea ba.” Mose de dibea kɛse a anka obenya too nkyɛn. Ná Farao yɛ ɔhene a ɔwɔ tumi paa, na na Egyptfo no bu no sɛ onyame. Enti, bere a Mose ne Hebrifo anaa Israelfo a na wɔyɛ nkoa wɔ Egypt no bɔe no, na onim sɛ Farao bo befuw paa. Wei kyerɛ sɛ na Mose gyidi yɛ den paa! Mose de ne ho too Yehowa so. Ahotoso a ɛte saa a Mose nyae wɔ Yehowa mu yi yɛ ade titiriw nti a ɔne Yehowa faa adamfo denneennen ne nkwa nna nyinaa no. (Mmeb. 3:5) Asuade no ne sɛn? Sɛnea Mose yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nso si gyinae sɛ, ‘Yɛbɛsom Onyankopɔn na yɛne ne nkurɔfo abɔ anaa yɛrenyɛ saa?’ Ebia ebehia sɛ yɛde nneɛma bi bɔ afɔre na ama yɛatumi asom Onyankopɔn, na ebia ɛbɛma wɔn a wonnim Yehowa no asɔre atia yɛn. Nanso sɛ yɛde yɛn ho to yɛn Agya a ɔwɔ soro no so a, ɔbɛboa yɛn! w19.12 17 ¶5-6
Yawda, September 23
Yehowa Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa no bɛyɛɛ ɔkra teasefo.—Gen. 2:7.
Ɛmfa ho sɛ wɔde fam dɔte nwenee yɛn no, yɛn so wɔ mfaso sen dɔte nsa mã koraa. Momma yɛnhwɛ nea enti a yebetumi aka sɛ yɛsom bo ma Yehowa. Ɔbɔɔ nnipa wɔ ɔkwan bi so a ɛma yetumi da ne suban no bi adi. (Gen. 1:27) Saa a ɔyɛe no nti, wama yɛn so asen nneɛma a ɔbɔe wɔ asase so nyinaa. Afei nso, ɔde asase ne mmoa a ɛwɔ so ahyɛ yɛn nsa. (Dw. 8:4-8) Adam yɛɛ bɔne akyi mpo, na nnipa da so som bo ma Yehowa. Yɛsom bo ma no ara ma ɔde ne Dɔba Yesu mae sɛ agyede esiane yɛn bɔne nti. (1 Yoh. 4:9, 10) Yehowa bɛma yɛanya agyede no so mfaso. Ɛno nti, obenyan wɔn a Adam bɔne nti wɔawuwu no; “wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ.” (Aso. 24:15) Ɛmfa ho sɛnea yɛn apɔwmuden te, sɛnea yɛn sikasɛm te, anaa mfe yɛadi no, n’Asɛm ma yehu sɛ yɛsom bo ma no.—Aso. 10:34, 35. w20.01 15 ¶5-6
Fida, September 24
‘Munni mo ankasa mo fie asɛm.’—1 Tes. 4:11.
Anidaso a obi wɔ sɛ ɔbɛkɔ soro no, onnya mfi n’abusua mu. Mmom, onya fi Onyankopɔn hɔ. (1 Tes. 2:12) Enti ɛnsɛ sɛ yebisa nsɛm a ebetumi ahaw afoforo. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yebisa onua bi a wɔasra no yere sɛ, sɛ ne kunu gyaw no hɔ kɔ soro ma ɛka ɔno nkutoo wɔ asase so a, ɔbɛte nka sɛn? Yegye di paa sɛ, Yehowa ‘bɛma ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ’ wɔ wiase foforo no mu. (Dw. 145:16) Sɛ yɛammu wɔn a wɔasra wɔn no sɛ wɔn ho hia sen afoforo a, ɛbɔ yɛn ankasa nso ho ban. Ɔkwan bɛn so? Bible ka sɛ ebia na Kristofo a wɔasra wɔn no bi anni nokware ankosi ase. (Mat. 25:10-12; 2 Pet. 2:20, 21) Enti sɛ ‘yɛanhoahoa nnipa’ a, yɛrenni nnipa akyi da. Kristofo a wɔasra wɔn, anuanom a wɔagye din, anaa wɔn a wɔde mfe pii asom Yehowa mpo, yɛrenni wɔn akyi. (Yuda 16) Enti sɛ ɛba sɛ wɔanni nokware anaa wofi asafo no mu a, yɛbɛkɔ so anya Yehowa mu gyidi, na yɛrennyae Yehowa som. w20.01 29 ¶9-10
Memeneda, September 25
Munsuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.—Efe. 5:1.
Esiane sɛ yɛyɛ Yehowa “mma adɔfo” nti, yɛyɛ nea yebetumi biara suasua no. Sɛ yɛda ɔdɔ ne ayamye adi kyerɛ afoforo, na yɛde wɔn bɔne kyɛ wɔn a, na yɛresuasua Yehowa. Sɛ wɔn a wonnim Onyankopɔn hu yɛn abrabɔ pa a, ebia ɛbɛka wɔn ama wɔasua ne ho ade. (1 Pet. 2:12) Ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo suasua sɛnea Yehowa ne yɛn di no na wɔne wɔn mma tena saa ara. Sɛ awofo suasua Yehowa a, ebetumi aboa wɔn mma ama wɔn ankasa ne yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no afa adamfo. Yɛpɛ yɛn Agya Yehowa asɛm, na yɛpɛ sɛ yɛma afoforo hu no. Ɔhene Dawid kaa sɛ: “Yehowa mu na me kra bɛhoahoa ne ho.” (Dw. 34:2) Asɛm a Dawid kae no, yɛn nyinaa ne no yɛ adwene. Nanso, sɛ yɛfɛre sɛ yɛbɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ nkurɔfo nso ɛ? Yɛbɛyɛ dɛn anya akokoduru? Sɛ yɛde yɛn adwene si so sɛ yɛbɛma Yehowa ani agye, na yedwinnwen sɛnea nkurɔfo sua Yehowa ho ade a ɛbɛboa wɔn no ho a, ɛbɛma yɛanya akokoduru. Afei nso, Yehowa bɛma yɛanya akokoduru a yehia. Ɔboaa yɛn nuanom a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no ma wonyaa akokoduru, na ɔbɛboa yɛn nso.—1 Tes. 2:2. w20.02 11 ¶12-13
Kwasida, September 26
‘Enti monkɔ nkɔyɛ asuafo, mommɔ wɔn asu.’—Mat. 28:19.
Nnipa a yɛne wɔn sua Bible no, wɔn mu pii nya nkɔso bɔ asu. Nanso, wɔn mu binom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ Yesu asuafo. Wɔn ani gye adesua no ho, nanso wonnya nkɔso mmɔ asu. Sɛ wo ne obi sua Bible a, yegye di sɛ wopɛ sɛ woboa no ma ɔde nea ɔresua no bɔ ne bra na ɔbɛyɛ Kristo suani. Yehowa pɛ sɛ ɔdɔ a nnipa wɔ ma no no ka wɔn ma wɔsom no. Enti, yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa yɛn asuafo ama wɔahu sɛ Yehowa dwen wɔn mu biara ho paa na ɔdɔ wɔn paa. Yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn ma wohu sɛ Yehowa yɛ “nnyanka agya ne akunafo temmufo.” (Dw. 68:5) Sɛ wo Bible suani hu sɛ Onyankopɔn dɔ no paa a, ebetumi aka ne koma ama ɔno nso adɔ no bi. Enti boa wo suani no ma ɔnte ase sɛ yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no pɛ sɛ onya daa nkwa, na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa no ama wanya daa nkwa. w20.01 3 ¶7-8
Dwoda, September 27
Wo dɔ nti, minyaa anigye ne awerɛkyekye bebree.—Filem. 7.
Ná Paul brɛ ne ho ase, enti na onim sɛ ohia nkuranhyɛ na ɔmaa ne nnamfo hyɛɛ no nkuran. Esiane sɛ Paul maa ne nnamfo kyekyee ne werɛ bere a ɔkɔɔ ahohia mu nti, na afoforo betumi anya adwene sɛ ɔyɛ mmerɛw, nanso wamma anhaw no. (Kol. 4:7-11) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom sɛ yehia nkuranhyɛ a, yɛn nuanom beyi wɔn yam de mmoa biara a yehia ama yɛn. Ná Paul nim sɛ obenya awerɛkyekye afi Kyerɛwnsɛm no mu. (Rom. 15:4) Afei nso, na ɛbɛma wanya nyansa a ɔde begyina sɔhwɛ biara ano. (2 Tim. 3:15, 16) Bere a wɔde Paul too afiase wɔ Roma ne mprenu so no, ɔtee nka sɛ na ne wu abɛn. Ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔmmra ne nkyɛn ntɛm na ɔmfa “nhoma mmobɔwee no” mmrɛ no. (2 Tim. 4:6, 7, 9, 13) Adɛn nti na ɔkaa saa? Efisɛ ɛbɛyɛ sɛ na saa nhoma mmobɔwee no yɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no afã bi, enti na Paul betumi asua. Sɛ yesuasua Paul na yesua Onyankopɔn Asɛm no daa a, Yehowa nam Bible no so bɛkyekye yɛn werɛ ɛmfa ho ɔhaw biara a yebehyia. w20.02 23 ¶14-15
Benada, September 28
Munnyae atɛn a mubu nkurɔfo no na wɔammu mo atɛn.—Mat. 7:1.
Nsɛm a Elifas, Bildad, ne Sofar kae no, ɛma yehu sɛ wɔamfa saa bere no annwen sɛnea wobetumi aboa Hiob no ho. Mmom, asɛm a na wobetumi aka de akyerɛ sɛ Hiob ayɛ bɔne bi na na wɔredwen ho. Wɔkaa nsɛm bi a ɛyɛ nokware, nanso Hiob ne Yehowa ho nsɛm a wɔkae no, na emu fã kɛse no ara nyɛ nokware. Wɔkasa tiaa Hiob yayaayaw. (Hiob 32:1-3) Dɛn na Yehowa yɛe wɔ wei ho? Yehowa bo fuw saa mmarima mmiɛnsa no paa. Ɔkaa sɛ wɔadi nkwaseasɛm, na ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔmma Hiob mmɔ mpae mma wɔn. (Hiob 42:7-9) Nhwɛso bɔne a Elifas, Bildad, ne Sofar yɛe no, yebetumi asua nneɛma pii afi mu. Nea edi kan ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn nuanom atɛn. (Mat. 7:2-5) Mmom, sɛ yɛn nuanom rekasa a, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase tie wɔn yiye ansa na yɛakasa. Yɛyɛ saa a, ɛnna yebetumi ate nea wɔrefa mu no ase. (1 Pet. 3:8) Nea ɛto so mmienu, sɛ yɛbɛkasa a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ nsɛm a yɛbɛka no yɛ nokware na ɛrenwowɔ yɛn nuanom. (Efe. 4:25) Nea ɛto so mmiɛnsa, nsɛm a yɛka kyerɛ yɛn nuanom no, ɛho hia Yehowa. w20.03 22 ¶15-16
Wukuda, September 29
‘Mommɔ mpae bere biara.’—Efe. 6:18.
Mpɛn pii no, sɛ yɛrekyerɛkyerɛ nkurɔfo Yehowa ho ade a, ɛnna yɛn ankasa yehu no yiye. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ Yehowa kyerɛ yɛn kwan kɔ nnipa a wɔwɔ koma pa nkyɛn a, ɛma yehu sɛ ɔwɔ ayamhyehye. (Yoh. 6:44; Aso. 13:48) Sɛ yehu sɛ wɔn a yɛne wɔn sua ade no atumi agyae subammɔne na afei wɔahyɛ nipasu foforo no a, ɛma yehu sɛ ampa Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi. (Kol. 3:9, 10) Afei nso, yehu sɛ Onyankopɔn wɔ abotare, efisɛ ɔsoma yɛn mpɛn pii kɔ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu bebree betumi asua ne ho ade na wagye wɔn nkwa. (Rom. 10:13-15) Ɛmfa ho bere tenten a yɛde asom Yehowa no, ɛnsɛ sɛ yɛtoto yɛne n’adamfofa no ase da koro koraa. Ade titiriw baako a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ yɛne Onyankopɔn adamfofa ne sɛ, yɛbɛbɔ no mpae. Sɛ wo ne obi adamfofa mu bɛyɛ den a, nkɔmmɔbɔ di mu akoten paa. Enti bɔ Onyankopɔn mpae daa na ama woabɛn no; ɛnsɛ sɛ wusuro sɛ wobɛka wo komam asɛm akyerɛ no. w19.12 19 ¶11, 13-14
Yawda, September 30
Wɔde mo bɔne afiri mo.—1 Yoh. 2:12.
Saa asɛm yi ma yɛn koma tɔ yɛn yam pa ara! Yesu na ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene, na amanehunu biara a Satan ne ne wiase no de aba yɛn so no, obeyi afi hɔ. (Yes. 65:17; 1 Yoh. 3:8; Adi. 21:3, 4) Wei ma yenya anidaso a edi mũ! Ɛwom sɛ adwuma a Yesu de ama yɛn no yɛ den de, nanso ɔka yɛn ho, na ɔreboa yɛn wɔ wiase yi nna a edi akyiri yi mu. (Mat. 28:19, 20) Wei ma yenya akokoduru pa ara! Nneɛma a ehia pa ara sɛ yenya na ama yɛanya asomdwoe no, ebi ne akomatɔyam, anidaso, ne akokoduru. Ɛnde, sɛ wuhyia sɔhwɛ a emu yɛ den a, dɛn na wobɛyɛ na w’asomdwoe ansɛe? Sɛ wusuasua nea Yesu yɛe a, w’asomdwoe rensɛe. Nea edi kan, bɔ mpae, na nea ebesi biara, kɔ so bɔ mpae. Nea ɛto so mmienu, sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubetie Yehowa mpo a, tie no, na fa nsi ne ahokeka ka asɛmpa no. Nea ɛto so mmiɛnsa, sɛ worefa ɔhaw mu a, ma wo nnamfo mmoa wo. Sɛ woyɛ saa a, Onyankopɔn asomdwoe bɛbɔ w’adwene ne wo koma ho ban. (Filip. 4:6, 7) Na sɛnea Yesu yɛe no, wo nso wubetumi adi sɔhwɛ biara so nkonim.—Yoh. 16:33. w19.04 13 ¶16-17