October
Fida, October 1
Yehowa de, n’aniwa kyini asase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.—2 Be. 16:9.
Yɛwɔ adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban nnɛ. Yɛnhwɛ wei: Yɛreka asɛmpa no, na yɛrekyerɛkyerɛ nokware no wɔ wiase baabiara. (Mat. 28:19, 20) Ɛno nti, yɛma nkurɔfo hu Ɔbonsam nnwuma bɔne no. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Satan nyae a, anka ɔbɛma yɛagyae ɔsom adwuma biara a yɛyɛ, nanso ɔrentumi. Enti, ɛnsɛ sɛ yesuro ahonhommɔne. Yedi Yehowa nokware a, adaemone no rentumi nyɛ biribi a ɛbɛhaw yɛn afebɔɔ. Nanso, ehia sɛ yɛn nyinaa ko tia ahonhommɔne na yɛde yɛn ho to Yehowa so. Yɛyɛ saa a, yebenya nhyira pii na Satan rentumi mfa n’atosɛm nnaadaa yɛn. Afei nso, adaemone ho hu renhyɛ yɛn so. Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛbɛhyɛ yɛne Yehowa adamfofa mu den. Osuani Yakobo kaa sɛ: “Munsiw Ɔbonsam kwan na obeguan afi mo ho. Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.”—Yak. 4:7, 8. w19.04 24 ¶15; 25 ¶18
Memeneda, October 2
Ɔyafunu mu aba yɛ akatua.—Dw. 127:3.
Mo mma yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama mo; wɔyɛ “agyapade a efi Yehowa hɔ.” Ɛyɛ mo asɛyɛde sɛ mobɔ saa akyɛde no ho ban. Dɛn na mubetumi ayɛ de abɔ mo mma ho ban na obi anto wɔn mmonnaa? Nea edi kan, sua mmonnaato ho ade. Sua nkurɔfo a wɔto mmofra mmonnaa ne ɔkwan a wɔfa so daadaa wɔn no ho ade. Fa w’ani to fam hwɛ nnipa bi a wobetumi ato mmofra mmonnaa anaa tebea bi a ebetumi ama wɔayɛ wɔn saa. (Mmeb. 22:3; 24:3) Kae sɛ, mpɛn pii no, obi a abofra no nim no anaa ogye no di na ɔto no mmonnaa. Nea ɛto so mmienu, nya bere ne wo mma mmɔ nkɔmmɔ. (Deut. 6:6, 7; Yak. 1:19) Kae sɛ, mmofra a wɔto wɔn mmonnaa no, mpɛn pii no, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛka ho asɛm akyerɛ obi. Ɛyɛ a wosuro sɛ, ebia wɔka a obiara rennye wɔn nni. Anaa ebia nea ɔtoo wɔn mmonnaa no ahunahuna wɔn sɛ mma wɔnka nkyerɛ obiara. Sɛ wuhu sɛ biribi nkɔ yiye wɔ wo ba ho a, tɔ wo bo ase bisabisa no nsɛm, na yɛ aso tie nea ɔbɛka. Nea ɛto so mmiɛnsa, kyerɛkyerɛ wo mma. Kyerɛ wɔn ma wonhu nea wɔbɛka ne nea wɔbɛyɛ bere a obi pɛ sɛ osuso wɔn mu wɔ ɔkwan a ɛmfata so. w19.05 13 ¶19-22
Kwasida, October 3
Koma mu ɔhantanfo yɛ Yehowa akyide.—Mmeb. 16:5.
Dɛn nti na Yehowa kyi ahantanfo? Ade biako ne sɛ, nkurɔfo a wɔdɔ wɔn ho tra so na wɔhyɛ subammɔne a ɛte saa ho nkuran no, ɛma wɔyɛ ahomaso te sɛ Satan. Yesu na Onyankopɔn nam no so bɔɔ nneɛma nyinaa. Nanso hwɛ, Satan nyaa adwene sɛ obetumi ama Yesu akotow no na wasom no! (Mat. 4:8, 9; Kol. 1:15, 16) Nnipa a wɔyɛ ahomaso saa no adwene yɛ wɔn sɛ wonim nyansa, nanso Onyankopɔn ani so de, wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm. (1 Kor. 3:19) Nanso, Bible boa yɛn ma yenya obu a ɛfata ma yɛn ho. Ɛma yehu sɛ ɛnyɛ mfomso sɛ yɛbɛdɔ yɛn ho sɛnea ɛfata. Yesu kaa sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kũ yɛn ahiade ho sɛnea ɛsɛ. (Mat. 19:19) Nanso, Bible nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho so kyɛn afoforo. Mmom, ɛka sɛ: “Mommfa mansotwe anaa anuonyamhunupɛ nnyɛ biribiara, na mmom mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.”—Filip. 2:3; Rom. 12:3. w19.05 24 ¶13-14
Dwoda, October 4
Mommfa wiase nhyehyɛe yi su, na mmom munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo.—Rom. 12:2.
Wo de, kaakae nsakrae a na ɛsɛ sɛ woyɛ bere a wuhuu nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu foforo na wusii gyinae sɛ wobɛsom Yehowa no. Yɛn mu pii wɔ hɔ a, na ɛsɛ sɛ yegyae nneɛma bɔne bi yɛ. (1 Kor. 6:9-11) Yɛn ani sɔ pa ara sɛ Yehowa aboa yɛn ama yɛatumi agyae saa nneɛma bɔne no! Nanso, ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ ɛho nhia sɛ yɛyɛ nsakrae biara bio. Ɛwom sɛ yegyaee bɔne a emu yɛ duru biara a na yɛyɛ ansa na yɛrebɔ asu de, nanso ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛremma biribiara ntwetwe yɛn nkɔ saa bɔne no ho bio. Enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma mmienu bi. Nea edi kan, ɛnsɛ sɛ ‘yɛfa wiase nhyehyɛe yi su,’ anaa yɛma wiase no kyerɛ yɛn kwan. Nea ɛto so mmienu, ɛsɛ sɛ yenya adwensakra de ‘yɛ yɛn ho foforo.’ Nsakrae a na Paulo reka ho asɛm no, na ɛnyɛ nnipa ani so de. Ɛsɛ sɛ ɛka biribiara a yɛyɛ. Ɛsɛ sɛ yɛsakra yɛn adwene koraa, kyerɛ sɛ, sɛnea yɛte ankasa, nea ɛwɔ yɛn komam, ne nea yɛpɛ. w19.06 9 ¶4-6
Benada, October 5
O Yehowa, wo na woaboa me, na woakyekye me werɛ.—Dw. 86:17.
Sɛ yɛrefa ateetee mu na yɛkɔ asafo nhyiam a, yebetumi asan ayɛ den bio. Yɛwɔ asafo nhyiam ase a, yɛma Yehowa nya hokwan foforo ‘boa yɛn, na ɔkyekye yɛn werɛ.’ Yɛkɔ hɔ a, ɔnam ne honhom kronkron, n’Asɛm, ne ne nkurɔfo so hyɛ yɛn den. Asafo nhyiam ma yɛn mu biara nya hokwan ‘nya nkuranhyɛ fi ne yɔnko hɔ.’ (Rom. 1:11, 12) Onuawa bi a ne din de Sophia kaa sɛ: “Yehowa ne yɛn nuanom Kristofo na wɔboaa me ma mitumi gyinaa me haw ano. Asafo nhyiam ne ade a na ɛho hia me pa ara. Mahu sɛ, sɛ meyere me ho yɛ asɛnka adwuma no, na mebɔ me ho mmɔden wɔ asafo no mu a, ɛma mitumi gyina ateetee ne adwinnwen ano yiye.” Sɛ yɛn abam bu a, momma yɛnkae sɛ Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ obeyi ɔhaw afi hɔ korakora daakye, na wahyɛ yɛn bɔ nso sɛ ɔbɛboa yɛn ama yɛagyina ɔhaw ano nnɛ. Sɛ yɛn abam bu na yɛte nka sɛ yɛn anidaso asa a, Yehowa ma yenya “ɔpɛ” ne ahoɔden a yɛde begyina ano.—Filip. 2:13. w19.06 19 ¶17-18
Wukuda, October 6
Monkɔ nkɔbɔ me nuanom amanneɛ sɛ wɔnkɔ Galilea, na wobehu me wɔ hɔ.—Mat. 28:10.
Yesu wusɔre akyi no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ ɔde akwankyerɛ bi a ɛho hia ma n’asuafo no. Enti ade a edi kan a ɔyɛe ne sɛ, ɔyɛɛ nhyehyɛe ne n’asuafo no hyiaam! Bere a Yesu ne n’asuafo no hyiae no, ɔkaa adwuma a ɛho hia sɛ wɔyɛ no saa bere no kyerɛɛ wɔn. Saa adwuma no ara na yɛreyɛ no nnɛ. Yesu kaa sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, . . . monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mat. 28:19, 20)Yesu pɛ sɛ n’akyidifo nyinaa ka asɛmpa no. Ɛnyɛ asomafo anokwafo 11 no nko ara na ɔde ahyɛde yi maa wɔn. Yɛyɛ dɛn hu saa? Yemmisa sɛ, bere a Yesu de ahyɛde mae wɔ bepɔw bi a ɛwɔ Galilea so sɛ wɔnyɛ asuafo no, na asomafo 11 no nko ara na wɔwɔ hɔ anaa? Kae sɛ ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no sɛ: “[Galilea] na mubehu no.” (Mat. 28:7) Enti ɛbɛyɛ sɛ na mmea anokwafo nso wɔ saa nhyiam no ase. w20.01 2 ¶1-4
Yawda, October 7
Esiane sɛ monyɛ wiase no fã, na mmom mapaw mo afi wiase nti, wiase no tan mo.—Yoh. 15:19.
Yesu kyerɛɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehyia ɔtaa. Ɔkaa sɛ, esiane sɛ yɛnyɛ wiase no fã nti, wiase no bɛtan yɛn. Enti sɛ yehyia ɔtaa a, ɛnkyerɛ sɛ Yehowa nhyira afi yɛn so. Mmom no, yehyia ɔtaa a, ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ nea ɛteɛ! Onipa desani biara rentumi nsɔre ntia yɛn mma yennyae ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn Yehowa som da. Nnipa pii yɛɛ wɔn adwene sɛ wobegu Yehowa som, nanso ankosi hwee. Wo de, yɛnhwɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Wiase Ko II no mu. Saa bere no, aban ahorow de ɔtaa a emu yɛ den baa Onyankopɔn nkurɔfo so wɔ aman pii so. Nasi amanyɔkuw a na ɛwɔ Germany no baraa Yehowa Adansefo som adwuma no, na Australia aban, Canada aban, ne aban ahorow a ɛwɔ aman foforo so nso yɛɛ saa. Nanso, dɛn na efii ɔtaa no mu bae? Bere a ɔko no fii ase afe 1939 no, na adawurubɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa dodow si 72,475. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ, bere a ɔko no baa awiei afe 1945 no, na Yehowa ahyira ne nkurɔfo ma adawurubɔfo no dodow adu 156,299. Ná adawurubɔfo no dodow abu abɔ ho koraa aboro so! w19.07 9 ¶4-5
Fida, October 8
Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.—Yoh. 13:35.
Seesei, sɛ wunni Bible suani mpo a, wubetumi afa akwan foforo so aboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ asuafo. Ebi ne sɛ, sɛ wuhu obi a ɔyɛ foforo wɔ Ahenni Asa so a, wubetumi ama no akwaaba na woafa no adamfo. Woyɛ saa a, wubetumi aboa no ama wahu sɛ ɔdɔ wɔ nokware Kristofo mu ampa. Sɛ woma mmuae wɔ asafo nhyiam ase na ɛyɛ tia mpo a, ebetumi ama wɔn a wɔde wɔn ho abɔ asafo no foforo no ahu sɛnea wobeyi wɔn yam ama mmuae wɔ obu mu. Wubetumi nso ne ɔdawurubɔfo a ɔyɛ foforo akɔ asɛnka na woaboa no ama wahu sɛnea ɔde Kyerɛwnsɛm no bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo. Woyɛ saa a, na worekyerɛ no ama wasuasua Kristo. (Luka 10:25-28) Kristofo bebree nni adagyew koraa efisɛ wɔreyɛ nneɛma a ɛho hia pii. Nanso, wonya bere yɛ Bible adesua, na ɛma wɔn ani gye pa ara. w19.07 17 ¶11, 13
Memeneda, October 9
Mema me werɛ fi nneɛma a ɛwɔ akyi no, na metwe me mu du nneɛma a ɛwɔ anim no ho, bere a mebɔ mmɔden sɛ medu botae no ho.—Filip. 3:13, 14.
Ɔsomafo Paulo amma nneɛma pa anaa nneɛma bɔne a na wayɛ bere bi a atwam antwetwe n’adwene. Ɔkaa sɛ, sɛ obetumi atu mmirika no awie a, gye sɛ ɔma ne “werɛ fi nneɛma a ɛwɔ akyi no” na ‘ɔtwe ne mu du nneɛma a ɛwɔ anim no ho.’ Nneɛma bɛn saa na na ebetumi atwetwe Paulo adwene? Nea edi kan, na Paulo ayɛ nneɛma pii wɔ Yudasom mu. Nanso, obuu saa nneɛma no nyinaa sɛ “nwura dodow.” (Filip. 3:3-8) Nea ɛto so mmienu, ɛwom sɛ ebia na n’ahonim bu ne fɔ wɔ Kristofo a ɔtaa wɔn no ho de, nanso wamma ɛno ammu n’abam. Nea ɛto so mmiɛnsa, wannya adwene sɛ nea watumi ayɛ ama Yehowa no ara dɔɔso. Paulo tumi yɛɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu, nanso ohyiaa sɔhwɛ bebree. Sɔhwɛ a ohyiae no bi ni. Wɔde no too afiase, wɔhwee no, wosiw no abo, ɔtenaa po so hyɛn mu ma ebutuwii, na aduan ne ntade ho yɛɛ den maa no. (2 Kor. 11:23-27) Nanso, ɛmfa ho nneɛma a na Paulo atumi ayɛ ne ɔhaw a wafa mu no, na onim sɛ ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho som Yehowa. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ. w19.08 3 ¶5
Kwasida, October 10
Meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini.—Mat. 10:16.
Yɛn nuanom pii wɔ hɔ a, aman a wɔte mu no, wontumi nyi wɔn anim nka asɛmpa no wɔ baguam anaa afie afie. Ɛno nti, wɔfa akwan foforo so ka asɛmpa no. (Mat. 10:17-20) Ɔman baako a ɛte saa mu no, ɔmansin sohwɛfo bi hyɛɛ adawurubɔfo no nkuran sɛ obiara mfa n’abusuafo, nkurɔfo a ɔne wɔn te mpɔtam, ne sukuufo, ne mfɛfo adwumayɛfo, ne n’amannifo nyɛ “n’asasesin.” Edii bɛyɛ mfe mmienu no, na asafo ahorow a ɛwɔ ɔmansin no mu dodow akɔ anim pa ara. Ebia yɛn de, ɔman a yɛte mu no, yetumi ka asɛmpa no wɔ baabiara. Nanso, yebetumi asua biribi titiriw afi akwan a yɛn nuanom no fa so ka asɛmpa no mu: Sɛ woyɛ nea wubetumi biara ka asɛmpa no kyerɛ afoforo a, sɛnea ɛte biara Yehowa bɛboa wo ama woatumi akɔ so aka asɛmpa no wɔ tebea ahorow a emu yɛ den mpo mu. (Filip. 2:13) Ɛnnɛ pa ara na ɛsɛ sɛ yɛpɛɛpɛɛ mu hu nneɛma a ehia koraa no, na yɛyɛ nkurɔfo a dɛm anaa mfomso biara nni yɛn ho, na ɛnsɛ sɛ yɛto afoforo hintidua. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sow trenee aba. Yɛyɛ saa a, yɛn dɔ bɛboro so, na yɛbɛhyɛ yɛn Agya Yehowa a ɔdɔ yɛn no anuonyam. w19.08 13 ¶17-18
Dwoda, October 11
Mahu nkoa a wɔtete apɔnkɔ so bere a adehye nenam fam te sɛ nkoa.—Ɔsɛnk. 10:7.
Sɛ obi pɛ sɛ afoforo yɛ nea ɔpɛ bere nyinaa na ontie afoforo adwenkyerɛ a, yɛn ani ntaa nnye ho sɛ yɛne obi a ɔte saa bɛbɔ. Nanso, yɛn ani gye ho paa sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ “tema, onuadɔ, ayamhyehye, ne ahobrɛase adwene” bɛbɔ. (1 Pet. 3:8) Sɛnea yɛn ani gye ho sɛ yɛne nkurɔfo a wɔbrɛ wɔn ho ase bɛbɔ no, saa ara na yɛn nso sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, nkurɔfo ani begye ho sɛ wɔne yɛn bɛbɔ. Afei nso, yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yebegyina nsɛnnennen ano. Nokwasɛm ne sɛ, ɛtɔ da a yebehu anaa ɛbɛyɛ yɛn sɛ nneɛma bi nkɔ yiye anaa afoforo ne yɛn nni no yiye. Ɛnyɛ bere nyinaa na nkurɔfo kamfo wɔn a wɔbɔ wɔn ho mmɔden paa no. Ɛtɔ da a, nkurɔfo a wɔmmɔ wɔn ho mmɔden mmom na afoforo kamfo wɔn na wogye wɔn tom. Nanso, Solomon hui sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ, na ɛnsɛ sɛ yɛde nneɛma a yehu sɛ ɛnkɔ yiye haw yɛn ho. (Ɔsɛnk. 6:9) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ, sɛ nneɛma nkɔ sɛnea yɛpɛ a yɛbɛfa no saa ara, na yɛrenhwɛ kwan sɛ nneɛma bɛkɔ sɛnea yɛpɛ. w19.09 4 ¶9-10
Benada, October 12
‘Agyanom, monkɔ so ntete mo mma Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.’—Efe. 6:4.
Wɔn a wɔwɔ tumi, a wɔn mu bi ne agyanom, wɔ hokwan sɛ wɔboa afoforo. Agya na Yehowa de no ayɛ abusua ti, na Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ ɔbɛtete ne mma na wateɛ wɔn so. (1 Kor. 11:3) Nanso tumi a agya no wɔ no, ɛwɔ baabi a ekosi. Yehowa na ɔhyehyɛɛ abusua, enti sɛnea agyanom ne wɔn abusua di no, wobebu ho akontaa akyerɛ no. (Efe. 3:14, 15) Sɛ agyanom de tumi a wɔwɔ yɛ adwuma wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn ani so a, wɔda no adi sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa ase. Mfa tumi a Yehowa de ama wo no nhyɛ afoforo so. Gye wo mfomso tom, na gye Bible mu afotu a afoforo de ma wo nso tom. Woyɛ saa a, w’abusua behu sɛ wobrɛ wo ho ase, na wobebu wo. Sɛ wo ne w’abusua rebɔ mpae a, ka wo komam asɛm kyerɛ Yehowa, na ɛbɛma wɔahu sɛ wode wo ho to Yehowa so paa. Nea ehia paa no, fa Yehowa som di kan wɔ w’asetena mu. (Deut. 6:6-9) Akyɛde a ɛsom bo paa a wubetumi de ama w’abusua no, wo nhwɛso pa ka ho. w19.09 15 ¶8; 17 ¶14; 18 ¶16
Wukuda, October 13
Sɛ [Marko ba] mo nkyɛn a, munnye no.—Kol. 4:10.
Ná Marko ani gye ho sɛ obeyi ne yam asom afoforo. Bere a ɔsomafo Paul ne ɔsomafo Petro redi asɛyɛde a ɛhyɛ wɔn nsa ho dwuma no, Marko som wɔn mpɛn pii. Ɛbɛyɛ sɛ na Marko hwehwɛ baabi a wɔbɛda, aduan a wobedi, ne nneɛma afoforo a ɛte saa de boa wɔn. (Aso. 13:2-5; 1 Pet. 5:13) Paul kaa Marko ho asɛm sɛ, ne “mfɛfo adwumayɛfo wɔ Onyankopɔn ahenni no fam” no, ɔyɛ wɔn mu baako, na ɔyɛ ‘ɔboafo a ɔhyɛ no den.’ (Kol. 4:11) Marko bɛyɛɛ Paul adamfo paa. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, afe 65 Y.B. bere a wɔde Paul too afiase wɔ Roma bere a etwa to no, ɔkyerɛw ne krataa a ɛto so mmienu kɔmaa Timoteo. Saa krataa no mu no, Paul ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔmfa Marko nka ne ho mmra Roma. (2 Tim. 4:11) Yebetumi aka sɛ na Paul ani sɔ sɛnea Marko de nokwaredi asom no no, enti ɔkaa sɛ Marko mmra efisɛ na ohia ne mmoa paa saa bere no. Marko boaa Paul wɔ nneɛma pii mu, ebia ɔbrɛɛ no aduan anaa nneɛma a ɔde bɛkyerɛw ne nkrataa. Ɛbɛyɛ sɛ sɛnea Marko boaa Paul na ɔhyɛɛ no nkuran no boaa Paul ma otumi gyinaa ne haw ano bere a na aka kakra ama wɔakum no no. w20.01 11 ¶12-13
Yawda, October 14
Mommra me nkyɛn.—Mat. 11:28.
Yɛafa ato yɛn ho so sɛ yebetu yɛn ho ama na yɛayere yɛn ho ayɛ adwuma. Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ nkurɔfo bɛtaa yɛn. Nanso, yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa bɛhyɛ yɛn den ama yɛatumi agyina ɔhaw biara ano. Sɛ yehyia ɔhaw na yetumi gyina ano a, ɛhyɛ yɛn den kɛse. (Yak. 1:2-4) Yebetumi ahwɛ kwan nso sɛ, Yehowa bɛma yɛn nsa aka nea yehia, Yesu bɛhwɛ yɛn, na yɛn nuanom bɛhyɛ yɛn nkuran. (Mat. 6:31-33; Yoh. 10:14; 1 Tes. 5:11) Ɔbea bi a na ‘mogya retu no’ a Yesu saa no yare no, ɛda a ɔsaa no yare no ara na ne ho dwoo no. (Luka 8:43-48) Nanso, sɛ na ne ho bedwo no daa a, na gye sɛ ɔyɛ Kristo suani na odi nokware. Wohwɛ a, dɛn na ɔyɛe? Sɛ ɔfaa Yesu kɔndua no a, wo de, hwɛ nhyira a anka obenya! Anka obenya hokwan ne Yesu akɔyɛ adwuma wɔ soro. Biribiara a ɔde bɔɔ afɔre na ama wadi Kristo akyi no, sɛ yɛde toto saa nhyira no ho a, nea ɔde bɔɔ afɔre no nyɛ hwee koraa. Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛtena soro daa oo, anaa asase so daa oo, yɛn ani betumi agye paa sɛ Yesu too nsa frɛɛ yɛn sɛ: ‘Yɛmmra ne nkyɛn’ no, yegyee so! w19.09 25 ¶21-22
Fida, October 15
Nyansa na wɔde kyekye ofie, na nhumu na ɛma egyina.—Mmeb. 24:3.
Ná Dawid mmarima no hia mmoa, enti wɔsrɛɛ Israelni bi a ɔyɛ ɔdefo a ne din de Nabal sɛ ɔmma wɔn aduan kakra. Anyɛ den amma wɔn sɛ wɔbɛsrɛ Nabal, efisɛ na wɔbɔ ne nguan ho ban wɔ sare so. Nanso, esiane sɛ na Nabal tirim yɛ den nti, wamma wɔn hwee. Dawid bo fuwii paa, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ obekum Nabal ne ɔbarima biara a ɔwɔ ne fie. (1 Sam. 25:3-13, 22) Nanso, na Nabal yere Abigail nim nyansa yiye, na na ne ho yɛ fɛ nso. Abigail daa akokoduru adi paa, na ɔkɔhwee Dawid nan ase; ɔsrɛɛ no sɛ mma onkum Nabal ne mmarima a wɔwɔ ne fie na wanni mogya ho fɔ. Abigail yɛɛ anifere ne Dawid kasae sɛ onnyae biribiara mma Yehowa. Sɛnea Abigail brɛɛ ne ho ase kasae ne sɛnea ɔyɛɛ n’ade nyansam no kaa Dawid koma. Dawid hui sɛ Yehowa na ɔsomaa Abigail. (1 Sam. 25:23-28, 32-34) Abigail nyaa suban ahorow bi a ɛmaa Yehowa de no yɛɛ adwuma. Saa ara nso na Yehowa betumi de Kristofo mmea a wɔyɛ anifere na wɔyɛ wɔn ade nyansam ayɛ adwuma ama wɔahyɛ wɔn mmusua ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu den.—Tito 2:3-5. w19.10 23 ¶10
Memeneda, October 16
Mumfi ne mu, me man, sɛ mompɛ sɛ munya ne bɔne no mu kyɛfa na munya ne haw no bi a.—Adi. 18:4.
Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nyinaa hwɛ sɛ wɔremfa wɔn ho nhyehyɛ biribiara a ɛfa Babilon Kɛse no ho mu. Ansa na Bible suani bi rehu nokware no, ebia na ɔwɔ atoro som bi mu. Ebia na ɔkɔ asɔre, na na ɔyɛ nneɛma a asɔrefo no yɛ no bi. Anaasɛ ebia na oyi sika de boa asɔre no. Ansa na Bible suani betumi abɛyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu no, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho koraa fi biribiara a ɛfa atoro som ho. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw krataa kɔma asɔre no anaa ɔbɔ wɔn amanneɛ sɛ wagyae. Saa ara na sɛ na ɔdɔm ahyehyɛde biara a ɛyɛ Babilon Kɛse no fã a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw krataa kɔma wɔn anaa ɔbɔ wɔn amanneɛ sɛ ɔne wɔn nni hwee yɛ bio. Ɛsɛ sɛ nokware Kristoni hwɛ sɛ adwuma a ɔyɛ ne Babilon Kɛse no nni hwee yɛ. (2 Kor. 6:14-17) Yɛfa saa asɛm yi aniberesɛm, adɛn ntia? Efisɛ atoro som ahyehyɛde ahorow no nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma bɔne a Onyankopɔn kyerɛ sɛ ɛho ntew no, yɛmpɛ sɛ yenya mu kyɛfa.—Yes. 52:11. w19.10 12 ¶16-17
Kwasida, October 17
Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo . . . Ɔrenhwehwɛ yɛn mfomso bere nyinaa, na ɔrennya yɛn ho menasepɔw daa.—Dw. 103:8, 9.
Yeremia na ɔkyerɛw Bible mu nhoma a ne din da so no, na ɛbɛyɛ sɛ ɔno ara na ɔkyerɛw Ahene nhoma a edi kan ne nea ɛto so mmienu no nso. Akyinnye biara nni ho sɛ, saa adwuma no ma ohui paa sɛ Yehowa hu nnipa a wɔtɔ sin mmɔbɔ. Ɛho nhwɛso ni. Ná Yeremia nim sɛ bere a Ɔhene Ahab sesa fii ne kwammɔne ho no, Yehowa ansɛe n’asefo wɔ ne bere so. (1 Ahe. 21:27-29) Afei nso, na Yeremia nim sɛ Manase yɛɛ nneɛma pii de hyɛɛ Yehowa abufuw sen nea Ahab yɛe no. Nanso Yehowa de Manase bɔne kyɛɛ no efisɛ ɔsakrae. (2 Ahe. 21:16, 17; 2 Be. 33:10-13) Ɛbɛyɛ sɛ saa kyerɛwtohɔ ahorow no boaa Yeremia ma osuasuaa Onyankopɔn abotare ne ne mmɔborɔhunu. Bere a Baruk maa nneɛma twetwee n’adwene wɔ ne som adwuma mu bere tiaa bi no, hwɛ nea Yeremia yɛ de boaa no. Yeremia ampere ne ho anka sɛ ɔremmoa n’adamfo no bio, mmom asɛm a Onyankopɔn de somaa Yeremia no, ɔka kyerɛɛ Baruk pefee, nanso wamfa antwiw n’anim.—Yer. 45:1-5. w19.11 6 ¶14-15
Dwoda, October 18
Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho.—Heb. 6:10.
Leviticus nhoma no ma yehu sɛ na Israelni bi betumi abɔ asomdwoe afɔre ‘sɛ ɔde reda ase.’ (Lev. 7:11-13, 16-18) Sɛ Israelni bi bɔ saa afɔre no a, na ɛyɛ ɔno ankasa na ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa, na ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ ntia. Ɔsom a yɛde ma Yehowa no te sɛ asomdwoe afɔre a na wɔbɔ no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛma yefi yɛn pɛ mu kyerɛ sɛnea yɛte nka wɔ Yehowa ho. Yɛde nea ɛsom bo ma yɛn paa ma Yehowa efisɛ yefi yɛn koma nyinaa mu dɔ no. Nnipa ɔpepem pii fi wɔn pɛ mu resom Yehowa, efisɛ wɔdɔ no paa na wɔn ani gye n’akwankyerɛ ho. Sɛ Yehowa hu saa a, hwɛ sɛnea ɛma n’ani gye! Ɛnyɛ nea yɛyɛ nko na Yehowa hu, na mmom ohu adwene a yɛde yɛ saa nso; yɛkae wei a ebetumi aka yɛn koma ato yɛn yam. Yɛmfa no sɛ wo mfe akɔ anim, na nea wopɛ sɛ woyɛ no, seesei wuntumi nyɛ no saa. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa te wo ase. Ebia w’adwene yɛ wo sɛ wuntumi nyɛ pii, nanso Yehowa hu sɛ ɔdɔ na ɛkanyan wo ma wufi wo komam yɛ nea wutumi yɛ no. Nea wubetumi ayɛ nyinaa no, n’ani gye ho sɛ obegye atom. w19.11 22 ¶9; 23 ¶11-12
Benada, October 19
Mommra mmɛsen nkɔhyɛ baabi nhome kakra.—Mar. 6:31.
Ɛho hia sɛ yenya adwene a ɛfata wɔ adwuma ho. Onyankopɔn maa Ɔhene Solomon kyerɛwee sɛ: “Ade biara wɔ ne bere.” Solomon kaa sɛ bere a wɔde dua ade wɔ hɔ, na bere a wɔde si nso wɔ hɔ. Saa ara nso na ɔkaa sɛ osũ wɔ ne bere, ɔserew wɔ ne bere, asaw wɔ ne bere, na nneɛma foforo nso wɔ ne bere. (Ɔsɛnk. 3:1-8) Yehu pefee sɛ adwuma ne ahomegye yɛ nneɛma mmienu a ɛho hia paa wɔ asetena mu. Ná Yesu wɔ adwene a ɛfata wɔ adwuma ne ahomegye ho. Bere bi, asomafo no kɔkaa asɛmpa no. Bere a wɔsan bae no, na wonni adagyew koraa, enti “wɔannya bere mpo annidi.” Yesu kaa nnɛ asɛm no kyerɛɛ wɔn. (Mar. 6:30-34) Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na Yesu ne n’asuafo no tumi homee sɛnea na wɔpɛ, nanso na Yesu nim sɛ ɛho hia sɛ wɔn nyinaa gye wɔn ahome. Ɛtɔ da a, ehia sɛ yegye yɛn ahome kakra anaa yɛsesa sɛnea yɛyɛ nneɛma bi. Yɛhwɛ nhyehyɛe bi a Onyankopɔn yɛ maa ne nkurɔfo tete no a, ɛbɛma yɛahu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Ɛwom sɛ yɛnhyɛ Mose Mmara no ase de, nanso sɛ yɛhwɛ nea ɛka fa Homeda ho no a, ɛbɛboa yɛn. w19.12 3 ¶6-7
Wukuda, October 20
Munnnwinnwen.—Mat. 6:31.
Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛhwɛ n’asomfo a wɔsom no nokwarem no, na onim sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ odi ne bɔhyɛ so. (Dw. 31:1-3) Nea ɛka ho ne sɛ, Yehowa nim sɛ, sɛ wanhwɛ yɛn a yɛka n’abusua ho no a, yɛn asɛm bɛyɛ mmɔbɔ. Wahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn nea yehia a ɛbɛma yɛakɔ so atena nkwa mu ne nea ɛbɛma yɛakɔ so asom no nokware mu, na biribiara nni hɔ a ebetumi asiw Yehowa kwan sɛ obedi saa bɔhyɛ yi so! (Mat. 6:30-33; 24:45) Sɛ yɛkae nea enti a Yehowa di ne bɔhyɛ so a, ɛbɛma yɛanya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛn sikasɛm nkɔ yiye a Yehowa bɛboa yɛn. Momma yɛnhwɛ nea ɛtoo tete Kristofo no. Bere a ɔtaa kɛse bi baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so no, “wɔn nyinaa bɔ hwetee . . . ma ɛkaa asomafo no nkutoo.” (Aso. 8:1) Wo de, hwɛ nea wei kɔfa bae. Ɛmaa wɔn sikasɛm yɛɛ basaa! Ɛbɛyɛ sɛ Kristofo no afie ne wɔn nnwuma fii wɔn nsa. Nanso, Yehowa annyaw wɔn, na wɔn anigye nso ansɛe. (Aso. 8:4; Heb. 13:5, 6; Yak. 1:2, 3) Yehowa boaa saa Kristofo a wɔde nokwaredi som no no, na ɔbɛboa yɛn nso.—Dw. 37:18, 19. w20.01 17-18 ¶14-15
Yawda, October 21
Yehowa hu ɔhobrɛasefo.—Dw. 138:6.
Bere a Dawid gyee ne papa nguan fii gyata ne sisi nsam no, ohui sɛ ɛyɛ Yehowa na ɔboaa no ma otumi kum saa mmoa a wɔn ho yɛ hu no. Bere a Dawid dii ɔbran Goliat so nkonim no, ohui pefee sɛ ɛyɛ Yehowa na na ɔrekyerɛ no kwan. (1 Sam. 17:37) Bere a na Ɔhene Saul ani bere Dawid no, Dawid guan fii n’anim. Dawid hui sɛ ɛyɛ Yehowa na ogyee no. (Dw. 18, atifi asɛm) Sɛ na Dawid yɛ ahantan a, anka obegye anuonyam ama ne ho. Nanso, na Dawid brɛ ne ho ase, enti otumi huu Yehowa nsa wɔ n’asetena mu. Asuade no ne sɛn? Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi Yehowa hɔ. Ɛnyɛ ɛno nko; ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hu bere a Yehowa boa yɛn ne ɔkwan a ɔfa so boa yɛn nso. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na yebetumi ayɛ a, yebehu paa sɛ nea yɛrentumi nyɛ no, Yehowa boa yɛn ma yɛyɛ. Bere biara a yehu sɛ Yehowa aboa yɛn no, ɛma yɛne n’adamfofa mu yɛ den. w19.12 20 ¶18-19
Fida, October 22
Nea Yehowa dɔ no na ɔka n’anim, sɛnea agya yɛ ne ba a ɔpɛ n’asɛm no.—Mmeb. 3:12.
Biribi foforo wɔ hɔ a enti yebetumi agye adi sɛ yɛsom bo ma Yehowa. Watwe yɛn abɛn no, na ohuu sɛnea yɛyɛɛ yɛn ade wɔ asɛmpa a yɛtee no ho. (Yoh. 6:44) Bere a yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛne Yehowa bɛfa adamfo no, ɔno nso twe bɛn yɛn. (Yak. 4:8) Afei nso, Yehowa nya yɛn ho adagyew kyerɛkyerɛ yɛn, na wei kyerɛ sɛ yɛsom bo ma no. Onim sɛnea yɛte seesei, ne nkɔso a yebetumi anya daakye nso. Bio nso, ɔdɔ yɛn nti ɔteɛ yɛn so. Wei yɛ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ yɛsom bo ma Yehowa! Ná ebinom bu Ɔhene Dawid sɛ ɔyɛ onipahunu, nanso na onim sɛ Yehowa dɔ no na ɔtaa n’akyi. Wei maa Dawid nyaa ne haw no ho adwempa. (2 Sam. 16:5-7) Sɛ yɛn abam bu anaa yehyia ɔhaw a, Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛanya yɛn haw no ho adwempa, na obetumi aboa yɛn ama yɛadi ɔhaw biara so. (Dw. 18:27-29) Sɛ Yehowa taa yɛn akyi a, biribiara ntumi nsiw anigye a yɛde resom no no kwan.—Rom. 8:31. w20.01 15 ¶7-8
Memeneda, October 23
Monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.—Mat. 28:20.
Sɛ wo ne obi resua Bible a, fa mpaebɔ fi adesua no ase. Sɛ yɛne obi hyehyɛ Bible adesua a, ɛyɛ papa sɛ yɛbɔ mpae de fi ase na yɛde wie. Ɛnsɛ sɛ yɛma ɛkyɛ ansa na yɛayɛ saa; nnawɔtwe kakra bi akyi no yebetumi afi ase ne no abɔ mpae. Ɛsɛ sɛ yɛboa osuani no ma ohu sɛ Onyankopɔn honhom nko ara na ebetumi aboa yɛn ama yɛate Onyankopɔn Asɛm no ase. Ebinom wɔ hɔ a, sɛ wɔpɛ sɛ wɔne wɔn Bible asuafo susuw mpaebɔ ho a, wɔne wɔn kenkan Yakobo 1:5. Ɛka sɛ: “Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Onyankopɔn.” Afei wobisa osuani no sɛ, “Yɛbɛyɛ dɛn asrɛ Onyankopɔn hɔ nyansa?” Ebia osuani no begye atom sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae. Kyerɛ wo suani no sɛnea yɛbɔ mpae. Ma onnya awerɛhyem sɛ Yehowa pɛ sɛ ofi ne komam bɔ mpae, na wayɛ krado sɛ obetie no. Ma onhu sɛ, sɛ yɛn ankasa rebɔ Yehowa mpae a, yebetumi aka yɛn komam asɛm akyerɛ no; nsɛm a ebia yɛfɛre sɛ yɛbɛka akyerɛ nnipa no, yebetumi aka akyerɛ Yehowa. Nea ɛte ne sɛ, Yehowa nim nea ɛwɔ yɛn komam tɔnn dedaw.—Dw. 139:2-4. w20.01 2 ¶3; 5 ¶11-12
Kwasida, October 24
Ennyina nea ɔpɛ anaa nea ɔretu mmirika no so, na mmom egyina Onyankopɔn . . . so.—Rom. 9:16.
Yehowa na ɔkyerɛ bere a ɔbɛpaw Kristofo a wɔasra wɔn no. (Rom. 8:28-30) Yesu wusɔre akyi na Yehowa fii ase paw Kristofo a wɔasra wɔn no. Nokware Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔasra wɔn nyinaa. Efi saa bere no reba no, wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no, wɔn mu dodow no ara anni Kristo akyi ankasa. Nanso saa bere no, Yehowa sraa nnipa kakra a na wɔyɛ nokware Kristofo no. Ná wɔte sɛ awi a Yesu kaa sɛ ebefifi wɔ nwura bɔne mu no. (Mat. 13:24-30) Nna a edi akyiri yi mu no, Yehowa akɔ so apaw wɔn a wɔbɛyɛ 144,000 no mufo no. Enti sɛ Yehowa yɛ n’adwene sɛ aka bere tiaa bi ma awiei no aba na ɔbɛpaw Kristofo a wɔasra wɔn no bi a, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Yehowa nim nea ɔreyɛ. (Rom. 9:11.) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ yɛn ade te sɛ adwumayɛfo a Yesu kaa wɔn ho asɛm wɔ ne mfatoho baako mu no. Wonwiinwii tiaa nea wɔn wura yɛ maa adwumayɛfo a wɔbɛyɛɛ adwuma dɔnhwerew a etwa to no.—Mat. 20:8-15. w20.01 30 ¶14
Dwoda, October 25
Me nkoa bedi ahurusi, koma pa nti.—Yes. 65:14.
Yehowa pɛ sɛ n’abusua no ani gye. Ɛwom sɛ yɛrehyia ɔhaw de, nanso yɛwɔ nneɛma pii nti a ɛsɛ sɛ yɛn ani gye nnɛ. Ebi ne sɛ, yenim paa sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no dɔ yɛn yiye. Yenim nokwasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu. (Yer. 15:16) Afei nso, yɛka abusua soronko bi ho; emufo dɔ Yehowa, na wɔn ani gye ne mmara ho paa, na wɔdodɔ wɔn ho. (Dw. 106:4, 5) Yɛn ani betumi akɔ so agye efisɛ yɛwɔ anidaso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye, na saa anidaso no renni huammɔ da. Yenim sɛ ɛrenkyɛ Yehowa beyi abɔnefo nyinaa afi hɔ, na ɔnam n’Ahenni no so bɛma asase ayɛ Paradise. Afei nso, yɛwɔ anidaso sɛ wobenyan wɔn a wɔawuwu no afi awufo mu, na wɔbɛsan abɛka yɛn ho. (Yoh. 5:28, 29) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye! Nanso biribi wɔ hɔ a ɛho hia sen saa koraa. Ɛne sɛ, ɛrenkyɛ obiara a ɔwɔ soro anaa asase so de nidi, ayeyi, ne ɔsom a ɛfata bɛma yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no, na yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɔkwan biara so ɛbɛbam. w20.02 13 ¶15-16
Benada, October 26
Wo nko ara na mayɛ wo bɔne.—Dw. 51:4.
Sɛ woyɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛnsɛ sɛ wode sie. Mmom, bɔ Yehowa mpae na ka bɔne a wayɛ no kyerɛ no; mfa biribiara nsie no. Woyɛ saa a, wo ho bɛtɔ wo na w’ahonim remmu wo fɔ bio. Nanso, sɛ wopɛ sɛ wo ne Yehowa ntam san yɛ kama a, ɛnyɛ mpae nko na ɛsɛ sɛ wobɔ. Ɛsɛ sɛ wogye nteɛso tom. Bere a Yehowa somaa odiyifo Natan sɛ ɔmma Ɔhene Dawid nhu bɔne a ɔne Bat-Seba ayɛ no, Dawid amfa nsɛm anyiyi ne ho ano na wanka nso sɛ nea wayɛ no nyɛ bɔne kɛse biara. Ntɛm ara na ogye toom sɛ wayɛ bɔne atia Bat-Seba kunu, na nea ɛsen saa no, wayɛ bɔne atia Yehowa. Dawid gyee nteɛso a Yehowa de maa no no toom, na Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no. (2 Sam. 12:10-14) Sɛ yɛayɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ wɔn a Yehowa apaw wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no. (Yak. 5:14, 15) Ɛnsɛ sɛ yɛde nsɛm yiyi yɛn ho ano. Nteɛso a wɔde ma yɛn no, sɛ yegye tom ntɛm na yɛde yɛ adwuma a, yɛbɛsan anya asomdwoe ne anigye. w20.02 24 ¶17-18
Wukuda, October 27
Nnipa du . . . bɛba abesuso Yudani biako atade mu aka sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.—Sak. 8:23.
“Nnipa du” no gyina hɔ ma wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so daa no. Wonim sɛ Yehowa ahyira kuw a wɔasra wɔn a wogyina hɔ ma ‘Yudani’ biako no, na wogye tom sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wɔne wɔn bɛbom asom Yehowa. Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so nnɛ no, ɛwom sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa na yebetumi ahu wɔn din de, nanso wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no betumi ne Kristofo a wɔasra wɔn no ‘akɔ.’ Ɔkwan bɛn so? Bible mu asɛm yi ka Yudani baako ho asɛm. Nanso asɛmfua “mo” no gyina hɔ ma nnipa bebree. Wei kyerɛ sɛ Yudani no nyɛ onipa baako pɛ na mmom egyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa. Wɔn a wɔnsraa wɔn no ne Kristofo a wɔasra wɔn no bom som Yehowa. Nanso, wommu Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ wɔyɛ wɔn akannifo, efisɛ wonim sɛ Yesu ne wɔn Kannifo.—Mat. 23:10. w20.01 26 ¶1-2
Yawda, October 28
Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.—Yoh. 13:35.
Yesu kaa sɛ, sɛ n’asuafo dɔ afoforo sɛnea na ɔdɔ afoforo no a, ɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ wɔyɛ n’asuafo ampa. Asɛm a Yesu kae no, saa na na ɛte wɔ asomafo no bere so, na ɛnnɛ nso ɛnsesae. Enti, sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛdodɔ yɛn ho mpo a, ɛho hia paa sɛ yɛyere yɛn ho yɛ saa! Bisa wo ho sɛ: ‘Anuanom a na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho nanso wotumi yɛɛ saa no, dɛn na metumi asua afi wɔn hɔ?’ Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, ɛma ɛyɛ den sɛ yɛbɛdodɔ yɛn ho yɛn ho denneennen. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden suasua Kristo. Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ, sɛ yɛn nua wɔ biribi tia yɛn a, ɛho hia sɛ yesiesie yɛne no ntam. (Mat. 5:23, 24) Osii so dua sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a, ehia sɛ yɛne afoforo ntam yɛ kama. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara siesie yɛne yɛn nuanom ntam a, ɛma Yehowa ani gye. Sɛ yɛde yɛn nuanom ho abufuw hyɛ yɛn mu na yɛmpɛ sɛ yɛyɛ biribiara de siesie yɛne wɔn ntam a, Yehowa ani rennye yɛn som ho.—1 Yoh. 4:20. w20.03 24 ¶1-4
Fida, October 29
Yehu honhom mu nsɛm a ɛyɛ nokware ne honhom mu nsɛm a ɛyɛ nnaadaa.—1 Yoh. 4:6.
Satan yɛ “atoro agya”; wadaadaa nkurɔfo fi Adam ne Hawa bere so. (Yoh. 8:44) Satan atosɛm no bi ne atoro nkyerɛkyerɛ a ɛfa owu ne owu akyi asetena ho. Satan atoro nkyerɛkyerɛ a ɛfa owu ho no, ɛno so na amanne ne gyidi hunu pii gyina. Adɛn nti na nnipa bebree gye Satan atosɛm no di? Satan nim sɛnea nnipa te nka wɔ owu ho, na ɔfa sɛnea wɔte nka no so daadaa wɔn. Esiane sɛ Yehowa bɔɔ yɛn sɛ yɛntena ase daa nti, yɛmpɛ sɛ yewu. (Ɔsɛnk. 3:11) Yebu owu sɛ yɛn tamfo. (1 Kor. 15:26) Nea Satan ayɛ nyinaa akyi no, nokwasɛm a ɛfa owu ho no, ɛso nkatae. Nokwasɛm ne sɛ, tebea a awufo wom ne anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo ho nsɛm a Bible ka no, ɛnnɛ nnipa pii nim saa asɛm no sen bere biara, na wɔka ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. (Ɔsɛnk. 9:5, 10; Aso. 24:15) Saa nokwasɛm yi kyekye yɛn werɛ, na ɛboa yɛn ma yehu tebea a awufo wom, enti ehu nkyekyere yɛn. w19.04 14 ¶1; 15 ¶5-6
Memeneda, October 30
Monkɔ so mmoa mo ho mo ho wɔ nneɛma a emu yɛ duru mu na monam so awie Kristo mmara no so di.—Gal. 6:2.
Yehowa Nyankopɔn dɔ n’asomfo. Wadɔ wɔn fi tete, na ɔbɛkɔ so adɔ wɔn. Ɔdɔ atɛntrenee nso. (Dw. 33:5) Enti ɛsɛ sɛ yɛkae nneɛma mmienu yi: (1) Sɛ nkurɔfo ne Yehowa asomfo anni no yiye a, ɛyɛ no yaw. (2) Ɔbɛhwɛ abu atɛntrenee ama wɔn. Mmara a Onyankopɔn nam Mose so de maa Israelfo no, na egyina ɔdɔ so. Ɛmaa nkurɔfo yɛɛ nea ɛteɛ, na ɛmaa wɔne obiara dii no yiye, ne titiriw no, nkurɔfo a wɔn ankasa ntumi mmɔ wɔn ho ban no. (Deut. 10:18) Mose Mmara no ma yehu sɛ Yehowa dwen n’asomfo ho pa ara. Bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no afe 33 Y.B. no, Mose Mmara no baa awiei. Enti, na wei kyerɛ sɛ Kristofo rennya mmara biara a egyina ɔdɔ so a ɛbɛma atɛntrenee ayɛ adwuma na abɔ wɔn ho ban anaa? Ná wobenya bi! Kristofo nyaa mmara foforo bi. Ɛno ne “Kristo mmara no.” Yesu ankyerɛw mmara nsɛm amma n’akyidifo, na mmom ɔmaa wɔn akwankyerɛ, ahyɛde, ne nnyinasosɛm a wɔde bɛbɔ wɔn bra. Biribiara a Yesu kyerɛkyerɛe no, ɛno ne “Kristo mmara no.” w19.05 2 ¶1-3
Kwasida, October 31
‘Awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn kyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.’—2 Kor. 1:3, 4.
Onipa biara hia awerɛkyekye, na nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ obiara nso betumi akyekye afoforo werɛ. Ɛho nhwɛso ni. Sɛ abofra redi agorɔ na ɔhwe ase ma ne kotodwe anim worɔw a, ɔde su tu mmirika kɔ ne maame anaa ne papa hɔ. Ɛwom sɛ awofo no ntumi nkum kuru no de, nanso wobetumi akyekye abofra no werɛ. Ebia wobebisa abofra no nea esii, wɔapopa n’anim, wɔaka akyerɛ no sɛ ɔnkosɛ de aka ne koma ato ne yam, na afei ebia wɔapɛ aduru bi de agu kuru no so anaa wɔakyekyere ama no. Ɛnkyɛ, na abofra no agyae su, na ebi mpo a wasan akodi n’agorɔ. Bere bi akyi no, kuru no bewu. Nanso, ɛtɔ da a, mmofra tumi fa yaw kɛse mu. Wɔto ebinom mmonnaa. Ebia ebesi pɛnkoro, anaa ɛbɛkɔ so mpɛn pii wɔ mfe bebree mu. Emu biara no, etumi ma abofra no di yaw kɛse, na ne werɛ mfi da. Ɛtɔ da a, wɔkyere nea odi saa bɔne no, na wɔtwe n’aso. Ɛtɔ da nso a, ɛyɛ te sɛ nea onii a wayɛ bɔne no afa ne ho adi. Nanso, sɛ wɔkyere nea wayɛ bɔne no twe n’aso anim-anim hɔ ara mpo a, abofra no betumi akɔ so adi yaw bere a wanyin mpo. w19.05 14 ¶1-2