November
Dwoda, November 1
‘Mummu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.’—Filip. 2:3.
Ɛnnɛ, nnipa pii a wiase no bu wɔn sɛ wɔyɛ anyansafo no, wɔka sɛ afotu a Bible de ma wɔ ahomaso ho no, nyansa nnim. Wɔka sɛ, sɛ wubu afoforo sɛ wɔkyɛn wo a, nkurɔfo bɛfa no sɛ w’ani nyɛ den na wobesisi wo. Nanso, pɛsɛmenkominya adwene a Satan wiase no hyɛ ho nkuran no, dɛn pa ara na ɛde aba? Nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominya no, wɔn ani gye anaa? Wɔn mmusua ani gye, na wɔwɔ nnamfo pa? Wɔne Onyankopɔn ntam yɛ kama anaa? Wohwɛ nea yɛasusuw ho yi a, wiase nyansa ne nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, nea ɛwɔ he na sɛ yedi akyi a ebesi yɛn yiye pa ara? (1 Kor. 3:19) Nkurɔfo a wodi nnipa a wiase no bu wɔn sɛ wɔyɛ anyansafo afotu akyi no, wɔte sɛ ɔkwantufo a wayera a ɔreka akyerɛ ne yɔnko kwantufo a ɔno nso ayera sɛ ɔnkyerɛ no kwan. Yesu kaa nnipa a ne bere so no na nkurɔfo kyerɛ sɛ wɔyɛ anyansafo no ho asɛm sɛ: “Wɔyɛ akwankyerɛfo anifuraefo. Na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛhwe amoa mu.” (Mat. 15:14) Nokwasɛm ne sɛ, wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm wɔ Onyankopɔn anim. w19.05 24-25 ¶14-16
Benada, November 2
Wɔbɛboaboa wɔn a wapaw wɔn no ano.—Mat. 24:31.
Nnansa yi, nnipa dodow a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no wɔ Nkaedi ase no, afe biara wɔn dodow kɔ anim. Ɛsɛ sɛ wei haw yɛn anaa? Dabi. “Yehowa nim wɔn a wɔyɛ ne de.” (2 Tim. 2:19) Anuanom a wɔkan nnipa dodow a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no wɔ Nkaedi ase no nnim wɔn a wɔasra wɔn no, nanso Yehowa de onim. Enti wɔn a wosusuw sɛ wɔasra wɔn nanso wɔnsraa wɔn no nyinaa ka saa nnipa dodow a wodi bi no ho. Ebinom a na anka wodi paanoo no na wɔnom bobesa no, akyiri yi wogyaee di. Ebetumi aba nso sɛ afoforo wɔ adwenemhaw anaa ɔhaw foforo bi, enti wosusuw sɛ wɔne Kristo bedi hene wɔ soro. Wei ma yehu pefee sɛ yennim Kristofo a wɔasra wɔn a wɔaka wɔ asase so no dodow pɔtee. Bere a Yesu bɛba abɛfa Kristofo a wɔasra wɔn afi asase so akɔ soro no, ɔremmɛto wɔn nyinaa wɔ faako. Bible ma yehu sɛ nna a edi akyiri no, Kristofo a wɔasra wɔn no kakraa bi na wɔbɛka wɔ asase so. (Adi. 12:17) Nanso, ɛnkyerɛ wɔn mu dodow a wɔbɛka bere a ahohiahia kɛse no afi ase. w20.01 29 ¶11-13
Wukuda, November 3
Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae.—Yoh. 3:16.
Yesu de ɔba a ɔyerae no yɛɛ mfatoho de kyerɛɛ sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔdɔ ne mma paa. (Luka 15:11-32) Agya a ɔwɔ saa mfatoho no mu no amma n’abam ammu; bere nyinaa na ɔhwɛ kwan sɛ ne ba no bɛsan aba. Bere a ɔba a wayera no san kɔɔ fie no, n’agya no de anigye gyee no bio. Enti, sɛ yɛaman afi Yehowa ho na yenu yɛn ho yɛ nsakrae a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no ayɛ krado sɛ ɔbɛsan agye yɛn.Yɛn Agya no besiesie ɔhaw a Adam akɔfa aba no nyinaa. Bere a Adam tew atua no, Yehowa sii gyinae sɛ obeyi nnipa 144,000 afi adesamma mu ama wɔayɛ ne mma. Wɔne ne Ba Yesu bedi hene na wɔayɛ asɔfo wɔ soro. Yesu ne ne mfɛfo adedifo no bɛboa nnipa a wɔyɛ osetie ama wɔayɛ pɛ wɔ wiase foforo no mu. Afei, Onyankopɔn bɛma kwan ama wɔasɔ wɔn ahwɛ nea etwa to na sɛ wodi nokware a, ɔbɛma wɔn daa nkwa. Afei, yɛn Agya no ani begye sɛ obehu sɛ ne mma a wɔayɛ pɛ no ahyɛ asase yi so mã. Hwɛ sɛnea yɛn ani begye saa bere no! w20.02 6-7 ¶17-19
Yawda, November 4
Momma wɔnkɔ so nyɛ mo foforo wɔ tumi a ɛkanyan mo adwene no mu.—Efe. 4:23.
Ehia sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘Nsakrae a mereyɛ de asuasua Kristo no, ɛyɛ nnipa ani so de, anaa meresakra wɔ adwene ne koma mu ankasa?’ Yesu kyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ Mateo 12:43-45. Saa asɛm no ma yehu biribi titiriw bi. Ɛne sɛ: Sɛ yeyi nsusuwii bɔne fi yɛn adwenem a, na yenwiei; mmom ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn adwene hyɛ ananmu. Yebetumi asesa nea yɛpɛ pa ara anaa sɛnea yɛte wɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu ankasa anaa? Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Monhyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ wɔ nokware trenee ne nokwaredi pintinn mu no.” (Efe. 4:24) Enti, yebetumi asesa sɛnea yɛte wɔ yɛn komam, nanso ɛnna fam. Sɛ yɛhyɛ yɛn ho so wɔ akɔnnɔ bɔne ho na yegyae nneɛma bɔne yɛ a, na yenwiei. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛsesa ‘tumi a ɛkanyan yɛn adwene no.’ Ɛno hwehwɛ sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ nea yɛpɛ, yɛn suban, ne nea ɛma yɛyɛ nneɛma bi mu. Wei nyɛ biribi a yɛyɛ no da koro; ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ. w19.06 9-10 ¶6-7
Fida, November 5
Yɛrebɛsɛe ha.—Gen. 19:13.
Yehowa yam hyehyee no ma ɔsomaa abɔfo ma wokogyee Lot ne n’abusua. Nanso Lot ‘twentwɛn ne nan ase.’ Enti nea ɛbae ne sɛ, abɔfo no soo Lot nsa, na wɔboaa ɔne n’abusua ma woguan fii kurow no mu. (Gen. 19:15, 16) Afei abɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ onguan nkɔ bepɔw so. Nanso, Lot antie Yehowa, na mmom, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma ɔnkɔ kurow bi a ɛbɛn hɔ mu. (Gen. 19:17-20) Yehowa nyaa Lot ho abotare tiee no, na ɔmaa no kwan sɛ ɔnkɔ saa kurow no mu. Akyiri yi, na Lot suro sɛ ɔbɛtena baabi a ɔte no, enti otu kɔtenaa bepɔw no so. Bepɔw no so hɔ ara na Yehowa dii kan ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔtena. (Gen. 19:30) Hwɛ sɛnea Yehowa nyaa Lot ho abotare kɛse! Ebia yɛn nua Kristoni bi besisi gyinae bɔne na akɔfa ɔhaw akɛse abegu no so te sɛ nea ɛtoo Lot no. Ɛba saa a, dɛn na yɛbɛyɛ? Anhwɛ a yɛbɛka akyerɛ no sɛ nea ogui no na ɔretwa so aba no. Yɛka saa a, ɛyɛ nokware. (Gal. 6:7) Nanso, yebetumi ayɛ nea eye sen saa. Yebetumi asuasua sɛnea Yehowa boaa Lot no. w19.06 20-21 ¶3-5
Memeneda, November 6
Yehowa ne me boafo; merensuro.—Heb. 13:6.
Sɛ nkurɔfo a wɔtan yɛn no bara yɛn som a, nea wɔpɛ ara ne sɛ ɛbɛbɔ yɛn hu ama yɛagyae Yehowa som. Ɛno akyi no, ebia wɔbɛkeka nsɛm a ɛnyɛ nokware afa yɛn ho, wɔbɛsoma aban mpanyimfo aba yɛn fie abɛhwehwɛ yɛn nneɛma mu, atwe yɛn akɔ asɛnnibea, anaa mpo wɔde yɛn mu bi agu afiase. Wɔn adwene ne sɛ, sɛ wɔde yɛn mu kakra gu afiase a, ɛbɛma ehu aka yɛn. Sɛ yɛma nea wɔreyɛ no bɔ yɛn hu a, anhwɛ a yɛn ankasa “bɛbara” yɛn ho, kyerɛ sɛ, yɛn ankasa begyae Yehowa som. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade te sɛ nkurɔfo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Leviticus 26:36, 37 no. Yɛremma kwan mma ehu nti yɛngow yɛn ho anaa yennyae Yehowa som. Yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa, na yɛmma ehu nkyekyere yɛn. (Yes. 28:16) Yɛbɔ Yehowa mpae hwehwɛ n’akwankyerɛ. Yenim sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho, enti nnipa aban a ɛyɛ den pa ara mpo rentumi mma yennyae nokwaredi a yɛde som yɛn Nyankopɔn no. Sɛ yehyia ɔtaa a, sɛ́ anka ɛbɛbɔ yɛn hu no, ebetumi ahyɛ yɛn den ama yɛatumi asom Yehowa yiye. w19.07 9-10 ¶6-7
Kwasida, November 7
Ka asɛm no.—2 Tim. 4:2.
Sɛ wunnyaa obi a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ osuani mpo a, mpa abaw, kɔ so hwehwɛ bi. Kae sɛ, Yesu kaa sɛ nkurɔfo a wɔboa afoforo ma wɔbɛyɛ asuafo no te sɛ mpataayifo. Mpataayifo de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma ansa na wɔayi mpataa. Mpɛn pii no, wɔyɛ adwuma anadwo dasum anaa anɔpatutuutu, na ɛtɔ da a wɔkɔ akyirikyiri. (Luka 5:5) Saa ara na Kristofo binom nso nya abotare de nnɔnhwerew pii hwehwɛ nkurɔfo a wɔwɔ koma pa wɔ mmeae ahorow, na wɔsesa bere a wɔde yɛ saa nso. Adɛn nti na wɔyɛ saa? Sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nnipa pii aka asɛmpa no akyerɛ wɔn. Wɔn a wɔyere wɔn ho pa ara saa no taa nya nkurɔfo a wɔn ani gye asɛm a yɛka no ho. Wobɛsɔ ahwɛ aka asɛmpa no wɔ bere a wubetumi anya nnipa pii? Anaa wobɛyɛ saa wɔ beae bi a wubetumi anya nnipa pii? Sɛ yɛne obi resua Bible a, adɛn nti na ehia sɛ yenya abotare? Ade baako ne sɛ ehia sɛ yɛboa nea yɛne no resua ade no ma ohu nea Bible kyerɛkyerɛ na n’ani gye ho. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛboa osuani no ma ohu Bible no Kyerɛwfo a ɔne Yehowa na ɔdɔ no. w19.07 18 ¶14-15
Dwoda, November 8
Mema me werɛ fi nneɛma a ɛwɔ akyi no.—Filip. 3:13.
Yɛn mu bi wɔ hɔ a, bɔne a yɛyɛe bere bi a atwam nti, yɛn ahonim bu yɛn fɔ, na ebehia sɛ yedi sɛnea yɛte nka no so. Sɛ saa a, ɛnde adɛn nti na wunnye bere nsua Kristo agyede afɔre no ho ade? Sɛ yesua agyede no ho ade dwinnwen ho na yɛbɔ ho mpae a, ɛbɛhyɛ yɛn nkuran, na ɛbɛboa yɛn pa ara na yɛn ahonim ammu yɛn fɔ sɛnea ɛnsɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, ebia yɛn ahonim renteetee yɛn bio wɔ bɔne a Yehowa de akyɛ yɛn no ho. Yɛnhwɛ ade foforo a yebetumi asua afi Paulo hɔ. Ebia ebinom agyae adwuma bi a anka ebetumi ama wɔanya sika pii sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde Ahenni no bedi kan. Sɛ saa a, yebeyi yɛn adwene afi ahonyade a anka yebetumi anya no so de akyerɛ sɛ yɛama yɛn werɛ afi nneɛma a ɛwɔ akyi no anaa? (Num. 11:4-6; Ɔsɛnk. 7:10) Nea yɛatumi ayɛ wɔ Yehowa som mu anaa sɔhwɛ ahorow a yegyinaa ano bere bi a atwam nso betumi aka “nneɛma a ɛwɔ akyi” no ho. Sɛ yɛkaakae sɛnea yɛn Agya Yehowa ahyira yɛn na waboa yɛn bere bi a atwam nso a, ebetumi ama yɛabɛn no pa ara. Nanso, yɛmpɛ sɛ yɛbɛtew ada na yɛanya adwene sɛ nea yɛayɛ ama Yehowa no ara dɔɔso.—1 Kor. 15:58. w19.08 3 ¶5-6
Benada, November 9
Munnnyae mpaebɔ da.—1 Tes. 5:17.
Ɛmfa ho baabi a yɛwɔ biara no, yebetumi ne Onyankopɔn akasa wɔ obu mu bere biara. Ɔnka sɛ onni adagyew nti ɔrentie yɛn mpaebɔ; wawɛn n’aso sɛ obetie yɛn mpaebɔ bere nyinaa. Sɛ yehu sɛ Yehowa tie yɛn mpaebɔ a, ɛma yɛbɛn no paa. Odwontofo no kaa sɛ, “Ɔdɔ ahyɛ me mã efisɛ Yehowa tie me nne.” (Dw. 116:1) Ɛnyɛ yɛn mpaebɔ nko na yɛn Agya tie, na mmom obua yɛn mpaebɔ nso. Ɔsomafo Yohane ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Biribiara a yebisa sɛnea [Onyankopɔn apɛde] te no, otie yɛn.” (1 Yoh. 5:14, 15) Ɛwom, sɛnea yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bebua yɛn mpaebɔ no, ebia ɛnyɛ saa na obebua no. Onim nea eye ma yɛn, enti ɛtɔ da a ne mmuae yɛ dabi anaa ebia ɔpɛ sɛ yɛtwɛn. (2 Kor. 12:7-9) Yehowa ma yenya nea yehia. Nea ɔhwɛ kwan sɛ agya biara yɛ no, saa ara na ɔno nso yɛ. (1 Tim. 5:8) Ɔde nea ne mma hia wɔ asetenam ma wɔn. Ɔmpɛ sɛ yebedwinnwen aduan a yebedi, ntaade a yɛbɛhyɛ, anaa baabi a yɛde yɛn ti bɛto ho. (Mat. 6:32, 33; 7:11) Esiane sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔdɔ yɛn nti, wayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma yɛanya nea yehia nyinaa daakye. w20.02 5 ¶10-12
Wukuda, November 10
Na wɔabɛyɛ kuw biako anya ɔhwɛfo biako.—Yoh. 10:16.
Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro no nyinaa na wɔka “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ho. (Mat. 24:45-47) Ɛnnɛ, Yehowa ne Yesu nam anuanom kakraa bi so rema nkurɔfo pii aduan anaa wɔrekyerɛkyerɛ wɔn te sɛ nea wɔyɛe wɔ asomafo no bere so no. Kristofo a wɔasra wɔn no, kakraa bi na Yehowa ma wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no. Ɛnnɛ nso, Kristofo a wɔasra wɔn no kakraa bi na ɛhyɛ wɔn nsa sɛ wɔmma Onyankopɔn nkurɔfo “aduan bere a ɛsɛ mu.” Yehowa asi gyinae sɛ ɔbɛma n’asomfo dodow no ara daa nkwa wɔ asase so, na nnipa kakra a wɔne Yesu bedi hene no nso, ɔbɛma wɔn nkwa wɔ soro. Yehowa ma n’asomfo nyinaa akatua, “Yudani” no ne “nnipa du” no, na ɔhwɛ kwan sɛ wɔn nyinaa bedi mmara koro so na wɔakɔ so adi nokware. (Sak. 8:23) Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa kɔ so brɛ wɔn ho ase. Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa de baakoyɛ bom som no. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden ma asomdwoe kɔ so tena asafo no mu. Bere a yɛrebɛn awiei no, momma yɛn nyinaa nkɔ so nsom Yehowa na yenni Kristo akyi sɛ “kuw biako.” w20.01 31 ¶15-16
Yawda, November 11
‘Sɛ ebinom anyɛ aso amma asɛm no a, wɔanya wɔn a ɔkasa nka ho, efisɛ wɔn ankasa bedi mo abrabɔ kronn ne obu a emu dɔ no ho adanse.’—1 Pet. 3:1, 2.
Yɛrentumi nhyɛ yɛn abusuafo sɛ wontie asɛmpa no. Nanso, yebetumi ahyɛ wɔn nkuran ama wɔatie Bible mu asɛm no. (2 Tim. 3:14, 15) Ma wo nneyɛe nkasa. Mpɛn pii no, nea yɛyɛ ka yɛn abusuafo koma pa ara sen nea yɛka. Kɔ so bɔ mmɔden boa w’abusuafo. Yehowa ayɛ biribi a yebetumi asuasua. Yehowa ma nkurɔfo nya hokwan “daa” a wɔde betie asɛmpa no na wɔanya nkwa. (Yer. 44:4) Ɔsomafo Paulo nso ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔnkɔ so mmoa afoforo. Adɛn ntia? Sɛ ɔyɛ saa a, na obegye ne ho ne wɔn a wotie no no nkwa. (1 Tim. 4:16) Yɛdɔ yɛn abusuafo, enti yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn ma wohu nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu. w19.08 14 ¶2; 16 ¶8-9
Fida, November 12
Animka pefee ye sen ɔdɔ a ahintaw.—Mmeb. 27:5.
Sɛ obi bɔ mmɔden sɛ obetu yɛn fo a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, ebia na yɛadi mfomso bi a enye koraa a yɛn ani mmaa yɛn ho so. Sɛ obi tu yɛn fo a, ebia yɛbɛbɔ agu amonom hɔ ara. Yebetumi akasa atia onipa a otuu yɛn fo no anaa ɔkwan a ɔfaa so ne yɛn kasae no. Nanso, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛbɛbɔ mmɔden ada suban pa adi. Obi a ɔbrɛ ne ho ase no, sɛ wotu no fo a, n’ani sɔ. Mfatoho bi ni: Fa no sɛ wowɔ Kristofo nhyiam bi ase. Bere a wo ne anuanom kakra bɔɔ nkɔmmɔ akyi no, wɔn mu baako twee wo kɔɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wo sɛ aduan tetare wo sẽ ho. Sɛnea ɛte biara, ɛbɛma woafɛre. Nanso, w’ani begye sɛ ɔka kyerɛɛ wo. Nokwasɛm ne sɛ, wo yam a anka obi ka kyerɛɛ wo ntɛm! Saa ara na sɛ yɛn nua Kristoni bi hu sɛ ehia sɛ otu yɛn fo na onya akokoduru yɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom na yɛda no ase. Onua a otuu yɛn fo no, ɛsɛ sɛ yɛfa no sɛ ɔdɔ yɛn na ɔyɛ yɛn adamfo, na ɔnyɛ yɛn tamfo.—Mmeb. 27:6; Gal. 4:16. w19.09 5 ¶11-12
Memeneda, November 13
Me ba, di wo papa mmara nsɛm so, na nnyaw wo maame mmara.—Mmeb. 6:20.
Yehowa de adwuma a nidi wom ama ɛna no wɔ abusua no mu, na wama no tumi bi wɔ ne mma so. Nokwasɛm ne sɛ, maame bi nneyɛe ne nsɛm a ɔka betumi aboa ne mma anaa ahaw wɔn wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu. (Mmeb. 22:6) Hwɛ nea ɛnanom betumi asua afi Yesu maame Maria hɔ. Ná Maria nim Kyerɛwnsɛm no mu yiye paa. Ná obu Yehowa paa, na na ɔne no anya adamfofa a emu yɛ den. Ná n’ani gye ho sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase atie Yehowa akwankyerɛ, ɛmfa ho mpo sɛ na ɛbɛma n’asetena asesa koraa. (Luka 1:35-38, 46-55) Ɛnanom, mubetumi asuasua Maria wɔ akwan pii so. Dɛn na mubetumi ayɛ? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ w’ankasa wusua Bible na wobɔ mpae daa; wei bɛma wo ne Yehowa adamfofa mu ayɛ den. Nea ɛto so mmienu, ɛsɛ sɛ wufi wo pɛ mu yɛ nsakrae a ɛbɛsɔ Yehowa ani wɔ w’asetena mu. w19.09 18 ¶17-19
Kwasida, November 14
Hwɛ! nnipakuw kɛse bi.—Adi. 7:9.
Ɔsomafo Yohane nyaa anigyesɛm bi a na ebesi daakye ho anisoadehu. Anisoadehu no mu no, ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ abɔfo nnan bi sɛ mma wonnyae mframa a ano yɛ den a ɛde ahohiahia kɛse no bɛba no mu kosi sɛ Onyankopɔn nkoa bi benya wɔn nsɔano a etwa to. (Adi. 7:1-3) Saa kuw no mufo yɛ 144,000, na wɔne Yesu bedi hene wɔ soro. (Luka 12:32; Adi. 7:4) Afei, Yohane san kaa kuw foforo ho asɛm. Ná wɔdɔɔso araa ma Yohane teɛɛm sɛ: “Hwɛ!” Ɛbɛyɛ sɛ nea ohui no yɛɛ no nwonwa, ɛno nti na ɔteɛɛm saa no. Dɛn na Yohane hui? Bible ka sɛ ohuu “nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn, a wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu, gyinagyina ahengua no ne Oguammaa no anim.” (Adi. 7:9-14) Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yohane ani gyei sɛ ohui sɛ nnipa mpempem bɛsom Onyankopɔn nokwarem daakye! Yebetumi aka paa sɛ saa anisoadehu no hyɛɛ Yohane gyidi den. Yɛn de, ɛsɛ sɛ anisoadehu no hyɛ yɛn gyidi den paa, efisɛ ɛfa nna a edi akyiri a yɛte mu yi ho! Ɛnnɛ, yɛahu sɛ wɔreboaboa nnipa ɔpepem pii a wɔn anidaso ne sɛ wobetwa ahohiahia kɛse no na wɔatena asase so daa ano. w19.09 26 ¶2-3
Dwoda, November 15
‘Mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so; na wɔrentumi nguan ɔkwan biara so.’—1 Tes. 5:3.
Fa no sɛ wiase atumfoɔ no apae mu aka sɛ wɔama “asomdwoe ne dwoodwoo!” a yɛahwɛ kwan bere tenten sɛ wɔbɛka no aba. Ebia wɔbɛhoahoa wɔn ho sɛ asomdwoe a wɔama aba wiase no, yennyaa bi da. Wiase atumfoɔ no bɛhwɛ kwan sɛ yebenya adwene sɛ wɔatumi ayi wiase haw nyinaa afi hɔ. Nanso, nea ebedi akyi aba no, wɔrentumi nyɛ ho hwee! Wɔbɛsɛe “Babilon Kɛse” no! (Adi. 17:5, 15-18) ‘Onyankopɔn na ɔde bɛhyɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne nsusuwii mmra mu.’ Dɛn ne saa nsusuwii no? Ɛne sɛ wɔbɛsɛe atoro som nyinaa; Kristoman ka ho. Onyankopɔn de ne nsusuwii bɛhyɛ “akekaboa kɔkɔɔ” no “mmɛn du” no komam. Mmɛn du no gyina hɔ ma aban ahorow nyinaa a wɔtaa “akekaboa” a ɛne Amanaman Nkabom no akyi no. (Adi. 17:3, 11-13; 18:8) Sɛ aban ahorow no tow hyɛ atoro som so a, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no afi ase. Ɛbɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu, na ɛbɛka obiara wɔ asase so. w19.10 14 ¶1, 3
Benada, November 16
Diotrefe a ɔpɛ sɛ odi kan wɔ wɔn mu no nnye biribiara mfi yɛn hɔ obu so.—3 Yoh. 9.
Asomafo no bere so no, na Diotrefe ani bere wɔn a wodi nneɛma anim wɔ Kristofo asafo no mu no. Anuanom a na Diotrefe ne wɔn wɔ asafo mu no, na “ɔpɛ sɛ odi kan” wɔ wɔn mu. Enti ɔkekaa ɔsomafo Yohane ne anuanom mmarima afoforo ho nsɛmmɔne sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no mufo bebu wɔn animtiaa. (3 Yoh. 10) Ɛwom sɛ ebia yɛrenyɛ ade nkɔ akyiri te sɛ Diotrefe de, nanso sɛ yɛn nua Kristoni bi nya dwumadi bi a na yɛhwɛ kwan sɛ yebenya a, anhwɛ a yɛn ani bɛbere no. Na sɛ yesusuw sɛ adwuma a ɔreyɛ no, yɛn nso yebetumi ayɛ a, na asɛm no asɛe koraa. Ahoɔyaw te sɛ nwura bɔne. Sɛ ahoɔyaw nya gye ntini wɔ yɛn komam a, ebetumi ayɛ den sɛ yebetu ase. Sɛ obi wɔ subammɔne te sɛ ahoɔyaw, ahantan, ne pɛsɛmenkominya a, ebetumi ama n’ani abere nkurɔfo kɛse. Sɛ yɛn ani bere afoforo a, ɛremma yennya suban pa te sɛ ɔdɔ, ayamhyehye, ne ayamye. Enti sɛ yenya hu sɛ yɛreyɛ ayɛ ahoɔyaw a, ɛsɛ sɛ yetu ase. w20.02 15 ¶6-7
Wukuda, November 17
Wɔama me ɔhonam mu nsɔe.—2 Kor. 12:7.
Ná ɔsomafo Paul reka sɛ ɔhaw bi a na ɔrehyia wɔ n’asetenam nti, na ɔrehu amane. Ɔkaa sɛ na ne haw no te sɛ nea “Satan bɔfo” bi ‘rebobɔ’ no. Ebia ɛnyɛ Satan anaa adaemone ankasa na wɔde ɔhaw baa Paul so tẽẽ, te sɛ nea wɔde nsɔe bi rewɔ no. Nanso bere a saa ahonhommɔne no huu “nsɔe” no, ɛbɛyɛ sɛ wɔyɛe sɛ wobepia so na ama Paul ate yaw kɛse. Dɛn na Paul yɛe? Mfiase no, na Paul pɛ sɛ Yehowa yi “nsɔe” no fi no so. Ɔkaa sɛ: “Mesrɛɛ Awurade [Yehowa] mprɛnsa sɛ emfi me so.” Nanso, ɛmfa ho mpae a Paul bɔe nyinaa akyi no, ne honam mu nsɔe no amfi ne so. Wei kyerɛ sɛ Yehowa ammua Paul mpaebɔ no anaa? Ɛnte saa. Yehowa tiee no. Ɛwom sɛ Yehowa anyi Paul haw no amfi no so de, nanso ɔmaa no ahoɔden de gyinaa ano. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” (2 Kor. 12:8, 9) Mmoa a Onyankopɔn de maa Paul nti, ɔkɔɔ so nyaa anigye ne asomdwoe!—Filip. 4:4-7. w19.11 9 ¶4-5
Yawda, November 18
Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ne som.—Nah. 1:2.
Yehowa nko ara na ɛfata sɛ yɛsom no, efisɛ ɔno ne yɛn Bɔfo ne yɛn Nkwamafo. (Adi. 4:11) Nanso, biribi wɔ hɔ a ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ saa. Ɛwom sɛ yɛdɔ Yehowa na yebu no de, nanso anhwɛ a yɛbɛma nneɛma foforo ho ahia yɛn asen sɛ yɛbɛsom Yehowa nko ara sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no. Sɛ Bible ka sɛ yɛsom Yehowa nko ara a, ɛkyerɛ sɛ, yɛdɔ no paa. Sɛ saa a, ɛnde, yɛremfa yɛn koma nkodi obi anaa biribi foforo biara akyi ka Yehowa ho. (Ex. 34:14) Yɛwɔ nea enti paa a yɛresom Yehowa. Adɛn nti na yɛreka saa? Nokwasɛm a yɛasua afa Yehowa ho nti na yɛsom no. Yɛn ani abegye ne suban a ɛyɛ fɛ no ho. Yenim nea Yehowa pɛ ne nea okyi, na yɛne no yɛ adwene. Yenim nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ ma adesamma, na yɛde n’akwankyerɛ bɔ yɛn bra. Yehowa ama yɛanya hokwan ne no afa adamfo, na wei ma yehu sɛ wadi yɛn ni. (Dw. 25:14) Biribiara a yesua fa yɛn Bɔfo no ho no ma yɛbɛn no paa.—Yak. 4:8. w19.10 26 ¶1-3
Fida, November 19
Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.—Mmeb. 17:17.
Ɛnnɛ, yɛn nuanom hyia ɔhaw ahorow pii. Ɛho nhwɛso ne sɛ, atoyerɛnkyɛm anaa akokoakoko ma yɛn nuanom bebree hu amane. Sɛ biribi a ɛte saa si a, yɛn mu bi betumi agye yɛn nuanom yi atena yɛn afie mu. Afoforo nso betumi de wɔn sika aboa. Nanso, yɛn nyinaa betumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn nnamfo yi. Sɛ yehu sɛ yɛn nua bi abam abu a, ebia yɛrenhu asɛm a yɛnka anaa nea yɛnyɛ. Nanso, nneɛma pii wɔ hɔ a yɛn nyinaa betumi ayɛ de aboa. Ebi ne sɛ, yebetumi apɛ bere de akɔsra no. Sɛ yɛn nua no rekasa a, yebetumi ayɛ aso atie no ama wahu sɛ yedwen ne ho. Afei nso, yebetumi aka kyerɛwsɛm bi a ɛda yɛn koma so mu asɛm akyerɛ no de akyekye ne werɛ. (Yes. 50:4) Nea ehia paa ne sɛ wobɛboa wo nnamfo bere a wohia wo. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ne yɛn nuanom fa nnamfo denneennen nnɛ, na ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara tetew yɛne wɔn ntam. Ayɔnkofa a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom ntam no, ɛto rentwa wɔ awiei mmere yi mu, ɛbɛtena hɔ afebɔɔ! w19.11 7 ¶18-19
Memeneda, November 20
Sɛ obi rebɛbɔ asomdwoe afɔre ama Yehowa a, ɛho mmara ni.—Lev. 7:11.
Esiane ɔdɔ a na ɔdɔ ne Nyankopɔn Yehowa nti na na ofi ne pɛ mu bɔ saa afɔre no. Ná onii a ɔrebɔ afɔre no, n’abusua, ne asɔfo no na wɔwe aboa a wɔde abɔ afɔre no nam. Nanso na wɔde aboa a wɔde abɔ afɔre no fã pɔtee bi ma Yehowa nko ara. Sɛ wokum aboa a, ne srade no na na Yehowa bu no sɛ edi mũ paa. Yehowa san kyerɛe sɛ, aboa no fã bi te sɛ n’asaabo nso som bo paa. (Lev. 3:6, 12, 14-16) Enti, sɛ Israelni bi fi ne pɛ mu de aboa no fã a ɛsom bo saa ne ne srade bɔ afɔre ma Yehowa a, na n’ani sɔ paa. Sɛ Israelni bi bɔ afɔre a ɛte saa a, na ɔda no adi sɛ ɔpɛ sɛ ɔde nea ɛsom bo ma no paa ma Onyankopɔn. Saa pɛpɛɛpɛ na Yesu fi ne pɛ mu de nea ɛsom bo ma no paa maa Yehowa; ɔdɔ Yehowa nti, ofii ne kra nyinaa mu som no. (Yoh. 14:31) Ná Yesu ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. (Dw. 40:8) Bere a Yehowa hui sɛ Yesu fi ne pɛ mu resom no no, hwɛ sɛnea n’ani begye afa! w19.11 22-23 ¶9-10
Kwasida, November 21
Da a ɛto so ason no de, ɛyɛ homeda, monhome koraa. Ɛyɛ da kronkron ma Yehowa.—Ex. 31:15.
Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, bere a Onyankopɔn de “nna” nsia bɔɔ ade akyi no, wammɔ ade bio wɔ asase so. (Gen. 2:2) Nanso, Yehowa pɛ adwuma, na wakɔ so “ayɛ adwuma” wɔ akwan foforo so. (Yoh. 5:17) Homeda a Yehowa kaa sɛ Israelfo no nni no nnawɔtwe biara no, na ɛte sɛ ɛda a Yehowa de homee a ɛho asɛm wɔ Genesis nhoma no mu no. Onyankopɔn kaa sɛ Homeda no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛda ɔne Israel ntam. (Ex. 31:12-14) Ná ɛnsɛ sɛ obiara yɛ adwuma; mmofra, nkoa, ne mmoa mpo, na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ adwuma. (Ex. 20:10) Ɛmaa Israelfo no tumi de wɔn adwene sii Yehowa som so yiye. Nyamesom akannifo a na wɔwɔ Yesu bere so no mu pii hyehyɛɛ Homeda no ho mmara katee. Ná wɔkyerɛ sɛ, sɛ obi pempan awi anaa ayuo mmɛtem kɛkɛ, anaa obi sa obi yare Homeda a, wato mmara. (Mar. 2:23-27; 3:2-5) Nanso Yesu maa wɔn a wotiee no no hui sɛ, na adwene a nyamesom akannifo no kura no nyɛ Onyankopɔn adwene. w19.12 3-4 ¶8-9
Dwoda, November 22
Enti munsuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.—Efe. 5:1.
Sɛ yɛkɔ so sua Yehowa suban ho ade a, ɛbɛma yɛatumi asuasua no yiye. Dawid huu n’Agya a ɔwɔ soro no yiye, enti bere a ɔne afoforo redi no, otumi suasuaa Yehowa. Esiane sɛ na Dawid ne Yehowa wɔ abusuabɔ pa nti, Israel ahemfo a na Israelfo no pɛ wɔn asɛm paa no, na Dawid ka ho. Afei nso, Yehowa de no yɛɛ nhwɛso maa Israel ahemfo foforo. (1 Ahe. 15:11; 2 Ahe. 14:1-3) Asuade no ne sɛn? Ɛsɛ sɛ ‘yesuasua Onyankopɔn.’ Sɛ yesuasua Onyankopɔn suban a, yɛda no adi sɛ yɛyɛ ne mma. (Efe. 4:24) Yɛrentumi nsua Yehowa ho ade nwie da. (Ɔsɛnk. 3:11) Ɛnyɛ nneɛma pii a yɛasua afa Yehowa ho ne asɛm no, na mmom nea ehia paa ne nea yɛde nea yɛasua no bɛyɛ. Sɛ yɛde nea yesua no yɛ adwuma na yɛbɔ mmɔden suasua yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no a, ɔbɛkɔ so abɛn yɛn. (Yak. 4:8) Yehowa nam n’Asɛm no so ma yɛn awerɛhyem sɛ wɔn a wɔhwehwɛ no no, ɔrennyaw wɔn da. w19.12 20 ¶20; 21 ¶21, 23
Benada, November 23
Koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa.—Yer. 17:9.
Na Yakob dɔ ne mma mmarima no nyinaa, nanso na ɔdɔ Yosef a na wadi mfe 17 no sen wɔn a wɔaka no. Wei nti, dɛn na Yosef nua mmarima no yɛe? Wɔn ani beree Yosef, na ɛma wɔtan no. Enti wɔtɔn Yosef kɔɔ nkoasom mu, na wodii atoro kyerɛɛ wɔn papa sɛ aboa bi akyere ne ba a ɔda ne koma so paa no. Ahoɔyaw nti, wɔsɛee asomdwoe a na ɛwɔ abusua no mu no, na wɔmaa wɔn papa dii awerɛhow paa. (Gen. 37:3, 4, 27-34) Sɛ wokan Kyerɛwnsɛm no a, ɛka sɛ ahoɔyaw ka “ɔhonam nnwuma” a edi awu no ho. Sɛ obi wɔ saa suban no bi a, ɔrennya Onyankopɔn Ahenni. (Gal. 5:19-21) Subammɔne a ahoɔyaw kɔfa ba no bi ne nitan, ntawntawdi, ne bobɔne. Nea Yosef nuanom yɛe no ma yehu sɛ, sɛ obi ani bere afoforo a, ebetumi asɛe ɔne wɔn ntam. Afei nso, ebetumi asɛe asomdwoe a ɛwɔ abusuafo ntam. Nea Yosef nuanom yɛe no, ɛnyɛ ade a yɛbɛyɛ bi da, nanso yɛn koma tɔ sin na ɛyɛ okontomponi. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛtɔ da a yebetumi ayɛ ahoɔyaw. w20.02 14 ¶1-3
Wukuda, November 24
Mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.—Filip. 2:3.
Bere bi Yehowa yii honhom kronkron a na ɛwɔ Mose so no bi maa mpanyimfo a na wɔwɔ Israel no binom; na wogyinagyina ahyiae ntamadan no ano. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Mose tee sɛ mpanyimfo mmienu bi a wɔankɔ ahyiae ntamadan no ano nso anya honhom kronkron na wɔafi ase reyɛ wɔn ade sɛ adiyifo. Bere a Yosua ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmma saa mpanyimfo mmienu no nnyae nea wɔreyɛ no, dɛn na Mose yɛe? Mose amma n’ani ammere mmarima mmienu no sɛ Yehowa de n’adwene kɔɔ wɔn so. Mmom, esiane sɛ na Mose brɛ ne ho ase nti, n’ani gyei sɛ saa mmarima no nso nyaa hokwan a ɛte saa. (Num. 11:24-29) Dɛn na yebetumi asua afi nea Mose yɛe no mu? Sɛ woyɛ asafo mu panyin a, wɔaka akyerɛ wo pɛn sɛ dwumadi bi a ɛhyɛ wo nsa a w’ani gye ho paa wɔ asafo no mu no, boa obi ma ɔmmɛyɛ anaa? Sɛ wobrɛ wo ho ase te sɛ Mose na wɔka kyerɛ wo sɛ boa onua foforo na akyiri yi watumi ayɛ adwuma a woyɛ no a, worennya adwene sɛ wo so remma mfaso bio. Mmom, w’ani begye sɛ wobɛboa wo nua no. w20.02 15 ¶9; 17 ¶10-11
Yawda, November 25
Onipa koma mu awerɛhow botow no, na asɛmpa ma edi ahurusi.—Mmeb. 12:25.
Sɛ yɛyare a, ebetumi ama yɛn abam abu. Sɛ nkurɔfo hu sɛ biribi haw yɛn anaa ɛsɛ sɛ yɛma afoforo boa yɛn a, ebetumi ama yɛafɛre. Sɛ nkurɔfo nnim sɛ yɛyare mpo a, esiane sɛ yentumi nyɛ nneɛma bi a na kan yɛyɛ nti, ebetumi ahaw yɛn paa. Sɛ yɛkɔ ahohia mu saa a, Yehowa hyɛ yɛn nkuran. Ɔyɛ no sɛn? Yehowa de nsɛmpa pii ahyɛ Bible no mu na ɛkae yɛn sɛ, sɛ yɛyare mpo a yɛsom bo ma no. (Dw. 31:19; 41:3) Sɛ yɛkenkan nsɛm a Onyankopɔn nam ne honhom so ma wɔkyerɛwee yi bere nyinaa a, Yehowa bɛboa yɛn na yare a abɔ yɛn no amma yɛn abam ammu. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa nim nea worefa mu. Srɛ no ma ɔmmoa wo, na ama woanya nea ato wo no ho adwempa. Afei kenkan Bible no, na hwehwɛ nsɛmpa a Yehowa de ahyɛ mu no. Kyerɛwnsɛm a ɛma yehu sɛnea Yehowa nkoa som bo ma no no, fa w’adwene si so. Woyɛ saa a, wubehu sɛ Yehowa yi ne yam boa wɔn a wɔsom no nokware mu no.—Dw. 84:11. w20.01 15-16 ¶9-10; 17 ¶12
Fida, November 26
Nhwɛ bɔne nsua na mmom sua papa.—3 Yoh. 11.
Ná Isak wɔ ahonyade pii; ɛno nti, na Filistifo no ani bere no. (Gen. 26:12-14) Nsubura a na Isak atu a ɔde ma ne mmoa nsu no, Filistifo no de dɔte siw no. (Gen. 26:15, 16, 27) Sɛnea Filistifo no yɛe no, ɛnnɛ nso nnipa binom ani bere afoforo a wɔwɔ ahonyade pii sen wɔn no. Nnipa a wɔte saa no, ɛnyɛ sɛ wɔn ani bere afoforo ade kɛkɛ, na mmom wonyae a anka nea afoforo wɔ nso afi wɔn nsa. Ná Yudafo nyamesom akannifo no ani bere Yesu efisɛ na ɔmanfo no pɛ n’asɛm paa. (Mat. 7:28, 29) Ná Yesu yɛ Onyankopɔn nanmusifo, na na ɔkyerɛkyerɛ nokware no. Nanso, saa nyamesom akannifo yi kekaa Yesu ho nsɛmmɔne de sɛee ne din. (Mar. 15:10; Yoh. 11:47, 48; 12:12, 13, 19) Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Yɛn nuanom a wɔwɔ suban pa a ɛma anuanom pɛ wɔn asɛm no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛremma yɛn ani mmere wɔn. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden suasua wɔn suban pa no.—1 Kor. 11:1. w20.02 15 ¶4-5
Memeneda, November 27
Wonkum wo.—Ester 4:11.
Fa no sɛ bɛyɛ mfe 2,500 a atwam no, na wote Persia, na wopɛ sɛ wode w’asɛm kɔto ɔhene anim. Nanso sɛ ɔhene mmaa wo kwan a, woremmɔ wo ho mmusu nkɔ n’anim. Sɛ wamma wo kwan na wokɔ a, wubetumi ahwere wo nkwa! Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa nte sɛ saa Persia hene no! Wama yɛn kwan sɛ yebetumi aba n’anim bere biara. Sɛ yɛrekɔ n’anim a, ɔmpɛ sɛ yɛbɔ hu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yehowa wɔ abodin akɛse akɛse te sɛ, Ɔbɔadeɛ, ade nyinaa so Tumfoɔ, ne Awurade Tumfoɔ, nanso ɔpɛ sɛ yɛfrɛ no “Agya.” (Mat. 6:9) Wunhu sɛ ɛyɛ anigye paa sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛbɛn no saa? Sɛ yɛfrɛ Yehowa sɛ “Agya” a, ɛyɛ ne kwan so, efisɛ ɔno na ɔmaa yɛn nkwa. (Dw. 36:9) Esiane sɛ ɔyɛ yɛn Agya nti, ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yetie no. Sɛ yɛyɛ nea ɔka sɛ yɛnyɛ a, yebenya nhyira pii. (Heb. 12:9) Saa nhyira no bi ne daa nkwa a yebenya wɔ soro anaa asase so. w20.02 2 ¶1-3
Kwasida, November 28
‘Monyɛ asuafo.’—Mat. 28:19.
Yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa yɛn Bible suani ama wanya nkɔso. (Efe. 4:13) Sɛ obi pene so ma yɛne no sua Bible a, ebia nea ehia no ara ne sɛnea adesua no bɛboa ɔno ankasa. Nanso sɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no yɛ kɛse a, ebia ɛbɛka no ama wafi ase adwen sɛnea obetumi aboa afoforo, ne wɔn a wɔwɔ asafo no mu mpo ho. (Mat. 22:37-39) Bere a ɛsɛ mu no, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛka akyerɛ osuani no sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yeyi ntoboa de boa Ahenni adwuma no. Boa wo Bible suani no na ohyia ɔhaw a, wahu nea ɔbɛyɛ. Fa no sɛ wo Bible suani yɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu, na waka akyerɛ wo sɛ obi a ɔwɔ asafo no mu afom no. Kyerɛ no nea Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ, na nnyina obiara afã. Obetumi de onua no bɔne akyɛ no, sɛ nso ɔrentumi nnyae mu mma ɛnka a, ɛnde ɛsɛ sɛ onya onua no ho abotare na oyi ne yam ne no kasa. Ne botae ne sɛ ‘obenya ne nua.’ (Fa toto Mateo 18:15 ho.) Boa wo suani no ma onhu nea ɔne onua no bɛka. w20.01 5-6 ¶14-15
Dwoda, November 29
Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo, na mankata me mfomso so bio. . . . Na wo nso wode me bɔne ne me mfomso firii me.—Dw. 32:5.
Sɛ yɛbɔ mpae srɛ bɔne fafiri, yegye nteɛso tom, na yɛyere yɛn ho sɛ yɛrensan nyɛ bɔne koro no ara bio a, yɛma Yehowa hu sɛ yɛn ani sɔ sɛ ɔde yɛn bɔne afiri yɛn. Sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi a, yɛbɛsan anya asomdwoe. Yenim sɛ “Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu” na “ogye wɔn a wɔn honhom abotow.” Saa asɛm yi hyɛ yɛn nkuran paa! (Dw. 34:18) Bere a nna a edi akyiri yi rebɛn n’awiei no, nneɛma a egyaw yɛn adwinnwen bɛdɔɔso. Sɛ adwinnwen hyɛ wo so a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛhwehwɛ Yehowa mmoa. Yere wo ho sua Bible. Sua biribi fi Hanah, ɔsomafo Paul, ne Ɔhene Dawid hɔ. Srɛ w’Agya a ɔwɔ soro no sɛ ɔmmoa wo mma wunhu nea agyaw wo adwinnwen no. (Dw. 139:23) Fa w’adesoa to no so, ɛnkanka, nea worentumi nyɛ ho hwee no. Woyɛ saa a, wubetumi asuasua odwontofo no. Ɔtoo dwom maa Yehowa sɛ: “Sɛ me mu dadwen yɛ bebree a, w’awerɛkyekye na ɛma me kra ani gye.”—Dw. 94:19. w20.02 24 ¶17; 25 ¶20-21
Benada, November 30
Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.—2 Tim. 3:16.
Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “fi Onyankopɔn honhom mu” no, nea ɛkyerɛ ankasa ne “efi Onyankopɔn home mu.” Onyankopɔn nam ne honhom so “homee” ne nsusuwii guu Bible akyerɛwfo no adwenem. Sɛ yɛkenkan Bible na yedwinnwen ho a, Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ wura yɛn adwene ne yɛn koma mu. Nsusuwii a ɛte saa a efi Onyankopɔn hɔ no ka yɛn ma yɛbɔ yɛn bra sɛnea ɛbɛsɔ n’ani. (Heb. 4:12) Nanso sɛ honhom kronkron bɛboa yɛn paa a, ɛsɛ sɛ yeyi bere si hɔ de sua Bible daa na yedwinnwen nea yɛkenkan no ho. Yɛyɛ saa a, Onyankopɔn Asɛm benya yɛn nneyɛe ne yɛn kasa so tumi. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛne yɛn nuanom bom som Onyankopɔn. (Dw. 22:22) Yehowa honhom wɔ Kristofo nhyiam a yɛkɔ no ase. (Adi. 2:29) Sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo hyiam som a, yɛbɔ mpae srɛ honhom kronkron, na yɛto Ahenni nnwom a egyina Onyankopɔn Asɛm so. Afei nso, yetie nkyerɛkyerɛ a efi Bible mu a mmarima a honhom kronkron apaw wɔn de kyerɛkyerɛ yɛn no. Sɛ yɛpɛ sɛ honhom kronkron boa yɛn paa a, ehia sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛbɛma mmuae wɔ asafo nhyiam ase. w19.11 11 ¶13-14