Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es21
  • December

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • December
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Wukuda, December 1
  • Yawda, December 2
  • Fida, December 3
  • Memeneda, December 4
  • Kwasida, December 5
  • Dwoda, December 6
  • Benada, December 7
  • Wukuda, December 8
  • Yawda, December 9
  • Fida, December 10
  • Memeneda, December 11
  • Kwasida, December 12
  • Dwoda, December 13
  • Benada, December 14
  • Wukuda, December 15
  • Yawda, December 16
  • Fida, December 17
  • Memeneda, December 18
  • Kwasida, December 19
  • Dwoda, December 20
  • Benada, December 21
  • Wukuda, December 22
  • Yawda, December 23
  • Fida, December 24
  • Memeneda, December 25
  • Kwasida, December 26
  • Dwoda, December 27
  • Benada, December 28
  • Wukuda, December 29
  • Yawda, December 30
  • Fida, December 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2021
es21

December

Wukuda, December 1

Kommyɛ wɔ ne bere.​—Ɔsɛnk. 3:1, 7.

Sɛ yɛanhwɛ yɛn kasa yiye a, ebetumi akɔfa ɔhaw pii aba. Sɛ wuhyia obi na sɛ ɔman a ɔte mu no wɔabara yɛn som adwuma no wɔ hɔ a, ɛyɛ a biribi yɛ wo sɛ bisa no ɔkwan a wɔfa so yɛ ɔsom adwuma no wɔ saa ɔman no mu anaa? Akyinnye biara nni ho sɛ wowɔ adwempa. Yɛdɔ yɛn nuanom na yɛpɛ sɛ yehu sɛnea nneɛma rekɔ so wɔ baabi a wɔwɔ no. Afei nso yɛrebɔ mpae ama wɔn a, yɛpɛ sɛ yɛka biribi pɔtee ho asɛm. Nanso, saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so na yɛankasa. Aman a wɔabara yɛn som wom no, sɛ obi nim sɛnea wɔyɛ ɔsom adwuma no wɔ hɔ mpo a, anuanom hwɛ kwan sɛ ɔmmɔ so nkyerɛ obiara. Enti sɛ yɛhyɛ no sɛ ɔnka ho asɛm nkyerɛ yɛn a, ɛkyerɛ sɛ yɛnnɔ onii no ne anuanom a wɔaka no nso. Aman a wɔabara yɛn som adwuma no, yɛn nuanom a wɔwɔ hɔ no hyia ɔhaw, na yegye di sɛ yɛn mu biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribiara ma ɔhaw no yɛ kɛse. Afei nso, anuanom a wɔwɔ ɔman a ɛte saa so no, sɛnea Adansefo a wɔwɔ hɔ no reyɛ asɛnka adwuma no ne nneɛma foforo a ɛfa yɛn som ho no, wɔn mu biara nni hɔ a n’ani begye ho sɛ ɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo. w20.03 21 ¶11-12

Yawda, December 2

Ɛnyɛ owu na mubewu.​—Gen. 3:4.

Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ wonwu. Yehowa maa Adam ne Hawa ahyɛde bi a emu da hɔ. Ná ɛsɛ sɛ wodi ahyɛde no so na ama wɔatena ase daa. Ahyɛde no ni: “Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no de, nni bi, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Gen. 2:16, 17) Ɛno akyi no, Satan kɔɔ hɔ kɔhaw adwene. Satan nam ɔwɔ bi so kaa ɛnnɛ asɛm no kyerɛɛ Hawa. Awerɛhosɛm ne sɛ, Hawa gyee atosɛm no dii, na odii aduaba no. Akyiri yi, ne kunu nso dii aduaba no. (Gen. 3:6) Wei na ɛde bɔne ne owu baa nnipa so. (Rom. 5:12) Sɛnea Onyankopɔn aka no, Adam ne Hawa wui. Nanso, Satan kɔɔ so kaa atosɛm faa owu ho. Akyiri yi, ɔkekaa atosɛm foforo kaa nea na wadi kan aka no ho. Atosɛm no baako ne nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ nipadua no wu, nanso biribi wɔ onipa no mu a ɛno de enwu, na mmom wɔkyerɛ sɛ ɛkɔtena ahonhom atenae. Saa atosɛm no, ɛsono sɛnea nkurɔfo pii kyerɛkyerɛ mu, na adaadaa nnipa bebree fi tete abesi nnɛ.​—1 Tim. 4:1. w19.04 14-15 ¶3-4

Fida, December 3

Meyɛ akokoaa no, mekasae sɛ akokoaa, midwen sɛ akokoaa, misusuw nsɛm ho sɛ akokoaa.​—1 Kor. 13:11.

Mmofra ntumi nsusuw nneɛma ho yiye nsisi gyinae, na saa ara nso na asiane reba a wontumi nhu ntwe wɔn ho mfi ho. Enti, ɛnyɛ den koraa sɛ obi bɛdaadaa abofra ato no mmonnaa. Mmonnaatofo ka nnaadaasɛm a ɛyɛ hu kyerɛ mmofra. Ebi ne sɛ, abofra no ara na ɔyɛ ma ɔtoo no mmonnaa, ɛnsɛ sɛ ɔka nea asi no kyerɛ obiara, na sɛ ɔka a, obiara rennye nni anaa obiara renyɛ ho hwee. Afei nso, obetumi aka akyerɛ abofra no sɛ, sɛ ɔpanyin ne abofra da a, ɛnyɛ bɔne, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ wɔdɔ wɔn ho pa ara. Ebetumi adi mfe pii ansa na abofra no ahu sɛ saa nsɛm no nyinaa yɛ nnaadaa. Sɛ abofra a ɔte saa nyin a, obetumi anya adwene sɛ ne bra asɛe, na ɔmfata sɛ obi dɔ no anaa obi kyekye ne werɛ. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo a wɔato wɔn mmonnaa no tumi hu amane mfe pii. Yɛte nna a edi akyiri no mu. Ɛnnɛ, nnipa pii ‘nni tema,’ na ‘nnipa bɔne ne nnaadaafo rekɔ wɔn anim wɔ bɔneyɛ mu.’​—2 Tim. 3:1-5, 13. w19.05 15 ¶7-8

Memeneda, December 4

Na monam so awie Kristo mmara no so di.​—Gal. 6:2.

Akwan bɛn na Yesu faa so kyerɛkyerɛe? Nea edi kan, ɔnam ne kasa so na ɔkyerɛkyerɛe. Ná ne nsɛm ka koma, efisɛ ɛmaa nkurɔfo huu nokwasɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, na ɛma wohuu nea enti pa ara a nnipa te ase. Afei nso, ɛma wohui sɛ Onyankopɔn Ahenni no na ebeyi amane a nnipa rehu nyinaa afi hɔ. (Luka 24:19) Yesu de ne nhwɛso nso kyerɛkyerɛe. Ɔnam n’abrabɔ so maa n’akyidifo huu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra. (Yoh. 13:15) Bere bɛn na Yesu kyerɛkyerɛe? Ɔkyerɛkyerɛe bere a na ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asase so no. (Mat. 4:23) Ne wusɔre akyi pɛɛ nso, ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no. Nhwɛso bi ni. Oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo bi. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔn dodow boro 500. Ɔmaa wɔn ahyɛde sɛ ‘wɔnkɔyɛ asuafo.’ (Mat. 28:19, 20; 1 Kor. 15:6) Bere a Yesu a ɔyɛ asafo no ti san kɔɔ soro no, ɔkɔɔ so de akwankyerɛ maa n’asuafo no. Ɛho nhwɛso ni. Bɛyɛ afe 96 Y.B. no, Kristo ka kyerɛɛ ɔsomafo Yohane sɛ ɔnhyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nkuran, na ontu wɔn fo.​—Kol. 1:18; Adi. 1:1. w19.05 3 ¶4-5

Kwasida, December 5

‘Mompɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’​—Filip. 1:10.

Ɛnnɛ, egye mmɔdenbɔ pa ara ansa na yɛanya sika a yɛde bɛhwɛ yɛn ho. Yɛn nuanom bebree yɛ adwuma nnɔnhwerew pii ansa na wɔanya aduan, ntade, ne dabere ama wɔn mmusua. Afoforo pii nso de nnɔnhwerew pii twa kwan da biara da kɔ adwuma san ba. Anuanom pii nso yɛ adwuma a egye ahoɔden de hwɛ wɔn ho. Saa anuanom a wɔyɛ adwumaden yi nyinaa bɛpɔn no, na wɔabrɛ ankasa! Ɛno nti, wɔn mu pii kɔn nnɔ sɛ wobesua ade. Nanso, nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛpɛ bere de sua ade yiye ankasa. Ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm ne asafo nhoma ahorow. Ɛho hia pa ara sɛ yɛyɛ saa na ama yɛne Yehowa ntam ayɛ kama na yɛanya daa nkwa! (1 Tim. 4:15) Ebinom sɔre ntɛm da biara sua ade bere a dede biara nni wɔn fie, na esiane sɛ wɔada asɔre nti, wotumi susuw nneɛma ho yiye. Sɛ ebinom nso yɛ wɔn nnwuma nyinaa wie a, simma kakra a wobenya a biribiara ntwetwe wɔn adwene no, wɔde sua Bible ne asafo nhoma ahorow dwinnwen ho. w19.05 26 ¶1-2

Dwoda, December 6

Mommfa wiase nhyehyɛe yi su, na mmom munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo.​—Rom. 12:2.

Saa nsakrae yi mma prɛko pɛ; egye mmɔdenbɔ. Ebehia sɛ yɛyere yɛn ho mfe pii ‘yɛ nea yebetumi biara.’ (2 Pet. 1:5) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden pa ara sesa sɛnea yɛte wɔ yɛn komam. Ade a ɛho hia sɛ yedi kan yɛ ne sɛ yɛbɛbɔ mpae. Ehia sɛ yɛbɔ mpae sɛnea odwontofo no yɛe no. Ɔkaa sɛ: “O Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na fa honhom foforo a ase atim hyɛ me mu.” (Dw. 51:10) Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ ehia sɛ yɛsesa tumi a ɛkanyan yɛn adwene na yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn. Ade a ɛto so mmienu a ɛho hia sɛ yɛyɛ ne sɛ yebedwinnwen Onyankopɔn Asɛm ho. Sɛ yɛto yɛn bo ase kenkan Onyankopɔn Asɛm da biara a, ehia sɛ yegye bere dwinnwen nea yɛkenkan no ho yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nsakrae a ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu. (Dw. 119:59; Heb. 4:12; Yak. 1:25) Ɛsɛ sɛ ɛboa yɛn ma yehu biribiara a ebetumi atwetwe yɛn ama yɛn ani agye wiase nyansa ho. Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ yɛwɔ mmerɛwyɛ na yɛyere yɛn ho tu saa mmerɛwyɛ no ase. w19.06 8 ¶1; 10 ¶10; 12 ¶11-12

Benada, December 7

Montɔ bere a mubenya biara.​—Efe. 5:16.

Sɛ woresisi gyinae a, hyɛ bere a wode bɛyɛ nea woasi gyinae sɛ wobɛyɛ no, na di so. Ɛnsɛ sɛ wotwɛn sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ansa na woayɛ; ebia na nneɛma ankɔ sɛnea wususuw. (Ɔsɛnk. 11:4) Hwɛ na woamma nneɛma a ɛho nhia pii annye wo bere ne ahoɔden a wode bɛyɛ nneɛma a ɛho hia paa no. (Filip. 1:10) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, pɛ bere a nneɛma pii rentwetwe w’adwene fa yɛ saa. Ma afoforo nhu sɛ wopɛ sɛ wunya bere de w’adwene si nea woreyɛ no so. Wubetumi adum wo fon, na woahwɛ wo e-mail anaa woakɔ social media so akyiri yi. Sɛ wusi gyinae bi a, adepa a ebefi mu aba no, ɛte sɛ woretu kwan akɔ kurow bi so. Sɛ wudu baabi na sɛ wɔasiw kwan na ɛsɛ sɛ wofa kwan foforo so mpo a, wobɛyɛ saa efisɛ wopɛ sɛ wudu kurow a worekɔ so no so. Saa ara na yɛn nso sɛ yesi gyinae a, yebetumi ahyia nsɛnnennen anaa ebehia sɛ yɛyɛ nsakrae. Nanso, yɛde yɛn adwene si adepa a ebefi mu aba no so a, yɛrempa abaw.​—Gal. 6:9. w19.11 30 ¶17-18

Wukuda, December 8

‘Onyankopɔn asɛm tumi hu komam adwene ne nsusuwii.’​—Heb. 4:12.

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wusi gyinae sɛ wobɛbɔ asu? Woatɔ wo bo ase asua Bible, enti woasua Yehowa ho ade pii; ama woahu sɛnea ne suban te ne sɛnea ɔyɛ n’ade. Nea woasua afa ne ho no aka wo koma, na ama wodɔ no paa. Yehowa ho dɔ ne ade titiriw a ɛsɛ sɛ ɛka wo ma wusi gyinae sɛ wobɛbɔ asu. Ade foforo nti a ehia sɛ wusi gyinae sɛ wobɛbɔ asu ne sɛ, woasua nokware a Bible kyerɛkyerɛ no na wugye di. Wo de, hwɛ ahyɛde a Yesu de maa n’asuafo sɛ wɔnkɔyɛ asuafo no. (Mat. 28:19, 20.) Sɛnea Yesu kae no, wɔn a wɔbɛbɔ asu no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa wɔ “Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.” Saa asɛm yi kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, Yehowa; ne Ba Yesu; ne honhom kronkron ho nokwasɛm a Bible kyerɛkyerɛ no, ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa gye di. Nokware a ɛwɔ Bible mu yi, tumi wom paa na ebetumi asian akɔ wo komam tɔnn. w20.03 9 ¶8-9

Yawda, December 9

Monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnenam basabasa, . . . mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw, munnya abodwokyɛre mma nnipa nyinaa.​—1 Tes. 5:14.

Bere a Yehowa de ɔsɛe reba Sodom so no, ɔsomaa abɔfo sɛ wɔnkɔbɔ Lot kɔkɔ, na wɔmmoa no mma onnya ne ti nnidi mu. (Gen. 19:12-14, 17) Saa ara na yɛn nso, sɛ yehu sɛ onua bi reyɛ biribi a ɛde no bɛkɔ ɔhaw mu a, ebia ebehia sɛ yɛbɔ no kɔkɔ. Sɛ mpo wamfa Bible mu afotu a yɛde bɛma no no anyɛ adwuma ntɛm a, ɛsɛ sɛ yenya ne ho abotare. Ɛsɛ sɛ yesuasua abɔfo mmienu no. Sɛ́ anka yɛbɛpa abaw na yɛatwe yɛn ho afi yɛn nua no ho no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwan pa bi fa so boa no. (1 Yoh. 3:18) Sɛ yɛbɛka a, ebia ebehia sɛ yeso ne nsa, kyerɛ sɛ, yɛbɛboa no ama ɔde afotu a yɛde ama no no ayɛ adwuma. Ná anka Yehowa betumi de n’adwene asi Lot sintɔ so. Nanso akyiri yi, ɔmaa ɔsomafo Petro kaa Lot ho asɛm sɛ ɔyɛ ɔtreneeni. (Dw. 130:3) Yebetumi anya adwene a Yehowa nyae wɔ Lot ho no bi anaa? Sɛ yɛde yɛn adwene si suban pa a yɛn nuanom Kristofo wɔ so a, yebenya wɔn ho abotare pii. Wei bɛma ayɛ mmerɛw koraa ama wɔn sɛ wobegye mmoa a yɛde ma wɔn no atom. w19.06 21 ¶6-7

Fida, December 10

Obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.​—Gal. 6:5.

Ɔman a wote mu no, sɛ aban no bara yɛn som no a, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ tu kɔ ɔman foforo so na ama woatumi asom Yehowa a biribiara rentwitware w’akwan mu. Wei yɛ gyinae a ɛsɛ sɛ w’ankasa wusi; obiara rentumi nsi mma wo. Ansa na ebinom besi gyinae a ɛte saa no, ebia wɔbɛhwɛ nea Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no yɛe bere a wohyiaa ɔtaa no. Bere a atamfo siw Stefano abo kum no no, asuafo a na wɔwɔ Yerusalem no bɔ hwetee Yudea ne Samaria nyinaa, na wɔkɔe araa koduu Foinike, Kipro, ne Antiokia mpo. (Mat. 10:23; Aso. 8:1; 11:19) Nanso, bere a Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so hyiaa ɔtaa foforo no, ɔsomafo Paulo sii gyinae sɛ ɔremfi nkurow a na wɔasɔre atia asɛnka adwuma no mu. (Aso. 14:19-23) Dɛn na yebetumi asua afi nhwɛso mmienu yi mu? Sɛ ɔtaa ba a, abusua ti biara na ɛsɛ sɛ osi gyinae sɛ obetu anaa ɔrentu. Ansa na obesi gyinae no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae na osusuw asetena a n’abusua wom, adepa a ebetumi afi gyinae a ɔresi no mu aba, ne ɔhaw a ebetumi de aba no nso ho yiye. Enti, gyinae a obi besi biara no, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia. w19.07 10 ¶8-9

Memeneda, December 11

Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.​—Yoh. 17:3.

Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ ‘yɛnkɔ nkɔyɛ aman nyinaa n’asuafo.’ (Mat. 28:19) Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ osuani no ma ohu nea Yesu hwehwɛ sɛ n’asuafo yɛ, na yɛboa osuani no ma ohu sɛnea ɔbɛbɔ ne bra sɛ nokware Kristoni nso. Bere a osuani no rebɔ mmɔden sɛ ɔde Bible nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma no, ɛsɛ sɛ yenya ne ho abotare na yɛboa no. Ebinom tumi sesa wɔn nsusuwii ne wɔn suban wɔ abosome kakraa bi mu; afoforo de, etumi kyɛ. Ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔwɔ Peru nyaa osuahu bi a ɛma yehu mfaso a ɛwɔ abotare a yebenya so. Ɔkaa sɛ: “Me ne me Bible suani bi a ne din de Raúl suaa asafo nhoma mmienu wiei. Nanso, na nsakrae pii wɔ hɔ a ehia sɛ ɔyɛ wɔ n’asetena mu. Ná asomdwoe nni n’aware mu koraa, na na ɔka kasafĩ. Esiane sɛ na ne suban nye nti, na ɛyɛ den ma ne mma sɛ wobebu no. Ná ɔba asafo nhyiam daa, enti mekɔɔ so araa kɔɔ ne nkyɛn kɔboaa ɔne n’abusua. Bere a mihyiaa no akyi bɛboro mfe mmiɛnsa no, otumi yɛɛ nsakrae bɔɔ asu.” w19.07 15 ¶3; 18-19 ¶15-17

Kwasida, December 12

Monyere mo ho denneennen.​—Luka 13:24.

Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw krataa kɔmaa Filipifo no, wo de, hwɛ sɛnea na wayere ne ho reyɛ ɔsom adwuma no. Saa bere no, na wɔde no ato afiase wɔ ofie bi mu wɔ Roma. Wei nti, na ontumi nkɔ abɔnten nkɔka asɛmpa no. Nanso, nkurɔfo a wɔkɔsraa no no, ɔyeree ne ho dii wɔn adanse. Ɔkyerɛw nkrataa nso kɔmaa asafo ahorow a na ɛwɔ akyirikyiri no. Ná Paulo nim sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho kosi ase sɛnea Kristo yɛe no. Enti, ɔde Kristofo asetena totoo mmirikatu ho. (1 Kor. 9:24-27) Sɛ mmirikatufo bi resi akan a, ɔmma nneɛma ntwetwe n’adwene, na mmom ɔde si n’ani so sɛ obewie mmirika a ɔretu no. Ɛho nhwɛso ni. Ɛnnɛ, sɛ mmirikatufo resi akan wɔ nkurow akɛse mu a, baabi a wotu mmirika no fa no, ebia wobehu sotɔɔ pii ne nneɛma foforo a ebetumi atwetwe wɔn adwene. Wohwɛ a, obi a ɔretu mmirika no begyina sɛ ɔrehwɛ nneɛma a wɔahyehyɛ wɔ sotɔɔ ahorow mu no? Sɛ ɔpɛ sɛ odi nkonim a, ɔrenyɛ saa da! Yɛn nso, nkwa ho mmirika a yɛretu no, ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma twetwe yɛn adwene. Sɛ yɛde yɛn ani si yɛn botae no so, na yɛyere yɛn ho denneennen sɛnea Paulo yɛe no a, yebenya nkonimbo no! w19.08 3 ¶4; 4 ¶7

Dwoda, December 13

Ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so bere nyinaa. . . . Sɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.​—1 Tim. 4:16.

Sɛ yefi ase de Onyankopɔn akwankyerɛ yɛ adwuma a, ebetumi ayɛ den ama yɛn abusuafo sɛ wɔbɛte yɛn ase. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, yɛayɛ nsakrae wɔ yɛn asetenam na yɛanya gyidi foforo. Mpɛn pii no, nea wodi kan hu ne sɛ nyamesom afahyɛ ahorow a wodi no, yɛne wɔn nni bio, na yɛnyɛ amanyɔsɛm bio. Mfiase no, ebia yɛn abusuafo binom bo befuw yɛn. (Mat. 10:35, 36) Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw. Sɛ yɛankɔ so ammoa wɔn amma wɔante yɛn gyidi ase a, ɛkyerɛ sɛ, yɛabu wɔn atɛn sɛ wɔmfata sɛ wonya daa nkwa. Yehowa mfa nhyɛɛ yɛn nsa sɛ yemmu afoforo atɛn; Yesu na Yehowa de saa adwuma no ahyɛ ne nsa. (Yoh. 5:22) Sɛ yenya abotare a, akyiri yi, ebia yɛn abusuafo betie asɛm a yɛka no. Sɛ yɛrehyia ɔtaa mpo a, ɛsɛ sɛ yesi yɛn adwene pi, nanso ehia sɛ yɛyɛ anifere. (1 Kor. 4:12b) Ebetumi agye bere ansa na yɛn abusuafo ahu pa ara sɛ yɛn ani abere sɛ yɛbɛsom Yehowa. w19.08 17 ¶10, 13; 18 ¶14

Benada, December 14

Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.​—Filip. 4:13.

“Mehwɛ ɔhaw a m’afa mu a, ɛkaa me nko ara m’ahoɔden a anka merentumi nnyina ano.” Woaka asɛm bi a ɛte saa pɛn? Yɛn mu pii aka saa pɛn. Ebia yare bi a emu yɛ den bɔɔ wo anaa wo dɔfo bi wui ma wutumi gyinaa ano, na bere a woredwinnwen ho no na wokaa saa. Sɛ wokae ɔhaw a wofaa mu no a, wuhu sɛ nea ɛma wutumi gyinaa ano ne sɛ, da biara na Yehowa de ne honhom kronkron boa wo ma wunya “tumi a ɛboro onipa de so.” (2 Kor. 4:7-9) Afei nso, yehia honhom kronkron mmoa na wiase bɔne yi annya yɛn so nkɛntɛnso. (1 Yoh. 5:19) Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛko tia “ahonhommɔne dɔm.” (Efe. 6:12) Sɛ yehyia ɔhaw mpo a, Yehowa nam honhom kronkron so ma yenya tumi, anaa ahoɔden a yehia na yɛatumi adi yɛn asɛyɛde ho dwuma. Ɔsomafo Paul hui sɛ, ɔhaw a ohyiae nyinaa mu no, “Kristo ahoɔden” na ɛboaa no ma ɔkɔɔ so som Yehowa na ɔkaa asɛmpa no.—2 Kor. 12:9. w19.11 8 ¶1-3

Wukuda, December 15

Nea wahu me no ahu Agya no nso.​—Yoh. 14:9.

Bible nko ara ne nhoma a ɛkyerɛkyerɛ nea Yesu ayɛ ama wo no mu pɛpɛɛpɛ. Dɔ Yesu, na ɛbɛma woanya ɔdɔ kɛse ama Yehowa. Adɛn ntia? Efisɛ Yesu suasuaa n’Agya suban pɛpɛɛpɛ. Enti, sɛ wokɔ so sua Yesu ho ade a, ɛbɛma woahu Yehowa yiye na w’ani asɔ nea wayɛ ama wo. Wo de, hwɛ ayamhyehye a Yesu nya maa wɔn a ahia wɔn, wɔn a wɔyare, ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw a na nkurɔfo bu wɔn animtiaa no. Afei, afotu pa a Yesu de ma wo ne sɛnea wode yɛ adwuma a ɛboa wo wɔ w’asetenam no, dwinnwen ɛno nso ho. (Mat. 5:1-11; 7:24-27) Sɛ wudwinnwen afɔre a Yesu bɔe na ama yɛatumi anya bɔne fafiri no ho yiye a, ɛbɛma ɔdɔ a wowɔ ma no no mu ayɛ den. (Mat. 20:28) Sɛ wote ase sɛ na Yesu pɛ sɛ ɔde ne nkwa to hɔ ma wo a, ebia ɛbɛma woanu wo ho na woasakra w’adwene na woasrɛ Yehowa sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. (Aso. 3:19, 20; 1 Yoh. 1:9) Afei nso, sɛ wunya ɔdɔ kɛse ma Yesu ne Yehowa a, w’ani begye ho sɛ wo ne nkurɔfo a wɔn nso dɔ Yesu ne Yehowa bɛbɔ. w20.03 5-6 ¶10-12

Yawda, December 16

Yehowa korɔn, nanso ohu ɔhobrɛasefo.​—Dw. 138:6.

Kristoni barima bi betumi afi ase anya adwene sɛ ɔno na ɔfata paa sɛ ɔyɛ dwumadi pɔtee bi wɔ asafo no mu. Anaa Kristoni bi a ɔyɛ ɔbaa warefo betumi anya adwene sɛ, ‘Me kunu betumi ayɛ saa adwuma yi yiye koraa asen onua asomasi!’ Nanso, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase paa a, yɛrennya adwene a ɛte saa. Sɛnea Mose yɛɛ n’ade bere a afoforo nyaa ɔsom hokwan ahorow no, yebetumi asua biribi afi mu. Asɛyɛde a na Mose wɔ sɛ odi Israel man no anim no, na n’ani sɔ paa. Bere a Yehowa maa afoforo kwan sɛ wɔnyɛ adwuma a na Mose reyɛ no bi no, Mose yɛɛ n’ade sɛn? Wanyɛ ahoɔyaw. (Num. 11:24-29) Ɔbrɛɛ ne ho ase, na ɔmaa kwan maa afoforo nso buu ɔman no atɛn. (Ex. 18:13-24) Ɛbaa saa no, Israelfo no nyaa atemmufo pii a wobebu atɛn ama wɔn. Wei ma yehu sɛ na Mose dwen nea ɛbɛboa afoforo ho paa sen ɔsom hokwan pii a na obenya. Wei yɛ nhwɛso pa ma yɛn! Sɛ yɛn so bɛba mfaso paa ama Yehowa a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛnyɛ nea ehia paa ne sɛnea yetumi yɛ nnwuma bi yiye, na mmom ahobrɛase a yebenya. w19.09 5-6 ¶13-14

Fida, December 17

Yehowa bɔ anokwafo nyinaa ho ban.​—Dw. 31:23.

Yennim nea ebia wiase atumfoɔ no bɛka de akyerɛ nea enti a wɔbɛtow ahyɛ Babilon Kɛse no so. Ebia wɔbɛka sɛ ɔsom ahorow a ɛwɔ wiase no na ɛmma asomdwoe mma, na wɔtaa de wɔn ho gyigye amanyɔsɛm mu nso. Anaa ebia wɔbɛka sɛ nyamesom akuw no aboaboa ahode ne agyapade bebree ano, kyerɛ sɛ, wɔanya wɔn ho tam. (Adi. 18:3, 7) Sɛ wiase atumfoɔ no tow hyɛ atoro som so a, ebia wɔrensɛe asɔremma no nyinaa. Mmom, ɛte sɛ nea wiase atumfoɔ no bɛsɛe nyamesom akuw no. Sɛ saa akuw no nyinaa fi hɔ a, wɔn a na wɔwɔ saa asɔre ahorow no mu no behu sɛ nyamesom akannifo no adi wɔn huammɔ, na ebia wɔbɛka sɛ wɔne saa ɔsom a na wɔwom no nni hwee yɛ. Bible nka bere tenten a wɔde bɛsɛe Babilon Kɛse no, nanso ɛrenkyɛ koraa. (Adi. 18:10, 21) Yehowa aka sɛ ahohiahia no mu no, “obetwa nna no so” na ama “wɔn a wapaw wɔn” no anya nkwa, na amma nokware som nso ansɛe.​—Mar. 13:19, 20. w19.10 15 ¶4-5

Memeneda, December 18

‘Wɔde akae mmabaa ma wɔadɔ wɔn mma.’​—Tito 2:4.

Ɛnanom, w’awofo a wɔtetee wo no, ebia na wɔn bo fuw ntɛmntɛm, na na wɔteɛteɛm gu wɔn mma so. Enti ebia worenyin no, na w’adwene yɛ wo sɛ saa ara na ɛsɛ sɛ wo nso wotete wo mma. Bere a wuhuu Yehowa akwankyerɛ mpo no, ebia ɛda so ara yɛ den ma wo sɛ wubenya wo mma ho abotare, ɛnkanka, bere a woabrɛ na wo mma reyɛ asoɔden no. (Efe. 4:31) Saa bere no paa na ehia sɛ wobɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo. (Dw. 37:5) Ɛnanom binom wɔ hɔ a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ biribi ama wɔn mma ahu sɛ wɔdɔ wɔn. Ebia afie a wɔtetee wɔn wɔ mu no, na awofo ne wɔn mma mfa nnamfo. Sɛ saa na wɔtetee wo a, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wo nso wudi mfomso koro no ara bi. Ebehia sɛ ɛna a ɔbrɛ ne ho ase hyɛ Yehowa ase no sua sɛ ɔbɛda ɔdɔ adi akyerɛ ne mma. Ebia ɛbɛyɛ den ama no sɛ ɔbɛsesa. Nanso, obetumi ayɛ nsakrae, na sɛ ɔyɛ saa a, ɛbɛma ɔne n’abusua ani agye paa. w19.09 18-19 ¶19-20

Kwasida, December 19

Obiara ntumi nsom awuranom baanu.​—Mat. 6:24.

Sɛ obi som Yehowa na bere koro no ara ɔsɛe bere ne ahoɔden pii pɛ sɛ onya ne ho wɔ wiase yi mu a, ɔkwan bi so no, na ɔresom awuranom mmienu. Ɔyɛ saa a, ɛnde na ɛnyɛ Yehowa nko ara na ɔresom no. Ansa na afe 100 Y.B. no, Laodikea asafo no mufo hoahoaa wɔn ho sɛ: “Meyɛ ɔdefo, manya me ho, na hwee nhia me.” Nanso Yehowa ne Yesu ani so de, na wɔn ‘asɛm yɛ mmɔbɔ san yɛ awerɛhow, na na wɔyɛ ahiafo ne anifuraefo a wɔda adagyaw.’ Esiane sɛ na wɔn ani bere sika nti, na ɛresɛe wɔne Yehowa ntam. Ɛno nti na Yesu tuu wɔn fo no, na ɛnyɛ sɛ na wɔwɔ sika ntia. (Adi. 3:14-17) Sɛ yehu sɛ yɛreyɛ akodi sika akyi a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae ntɛm ara. (1 Tim. 6:7, 8) Sɛ yɛanyɛ saa a, yɛn koma bɛkɔ akodi nneɛma foforo akyi na Yehowa rennye yɛn som ntom. Yehowa yɛ Onyankopɔn “a ɔne obiara nkyɛ ne som,” anaa ɔpɛ sɛ yɛsom ɔno nko ara.​—Deut. 4:24. w19.10 27 ¶5-6

Dwoda, December 20

Nea efi Onyankopɔn hɔ na nnipa kae sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.​—2 Pet. 1:21.

Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “kaa” no, nea ɛkyerɛ ankasa ne pia. Luka na ɔkyerɛw Asomafo Nnwuma no; ɔde Hela asɛmfua bi a ɛte sɛ nea Petro de dii dwuma no kaa po so hyɛn bi a na mframa de no ‘rekɔ’ ho asɛm. (Aso. 27:15) Bible ho ɔbenfo bi kaa sɛ, bere a ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ honhom kronkron “kaa” nnipa ma wɔkyerɛw Bible no, ɔde asɛmfua bi a ɛbɛma nkurɔfo adwene po so akwantu ho na edii dwuma. Enti nea na Petro rekyerɛ ne sɛ, sɛnea mframa pia po so hyɛn ma ekodu baabi a ɛrekɔ no, saa ara na honhom kronkron kaa Bible akyerɛwfo no ma wotumi yɛɛ wɔn adwuma no. Saa Bible ho ɔbenfo no san kaa sɛ: “Yɛbɛka a, na saa akyerɛwfo no te sɛ po so hyɛn a wɔabuebue ne mframatama mu.” Yehowa yɛɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɔmaa wɔn “mframa” anaa honhom kronkron. Bible akyerɛwfo no nso yɛɛ wɔn fam de. Wɔmaa honhom kronkron kyerɛɛ wɔn kwan. Yebetumi de honhom kronkron atoto mframa ho. Sɛ ahum retu wɔ po so na mframa a ɛrebɔ wɔ po no so no ani kyerɛ baabi a po so hyɛn bi rekɔ a, mframa no boa hyɛn no ma ekodu dwoodwoo. Saa ara na honhom kronkron boa yɛn ma yetumi fa ɔhaw biara mu, na yɛatumi akodu wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu dwoodwoo. w19.11 9 ¶7-9

Benada, December 21

W’aba mu abu ahohia da mu anaa? W’ahoɔden so bɛtew.​—Mmeb. 24:10.

Ɛtɔ da a, yɛn abam betumi abu. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn haw hyɛ yɛn so ma yedwinnwen pii. Sɛ yɛyɛ saa a, ebetumi ama yɛn werɛ afi anidaso a ɛyɛ nwonwa a Yehowa ama yɛanya no. (Adi. 21:3, 4) Ɛba saa a, yɛn abam betumi abu ama yɛayɛ mmerɛw na yɛagyae Yehowa som. Onuawa bi a ɔwɔ United States rehwɛ ne kunu a ɔyare denneennen. Yɛnhwɛ nea wayɛ de akɔ so akura ne gyidi mu. Ɔkaa sɛ: “Asɛm a ato yɛn no ma yɛbrɛ paa, na ɛtɔ da a na yɛn abam abu, nanso yɛn anidaso nsae koraa. Nneɛma a ɛhyɛ yɛn gyidi den na ɛhyɛ yɛn nkuran a yenya no, m’ani sɔ paa. Yehia saa afotu ne nkuranhyɛ yi paa. Ɛboa yɛn ma yɛkɔ so som Yehowa, na ɛboa yɛn ma yegyina sɔhwɛ biara ano.” Nea yesua fi onuawa yi asɛm mu ne sɛ, yɛn abam bu a, yebetumi agyina ano! Yɛbɛyɛ no sɛn? Kae sɛ ɔhaw a worehyia no, Satan na ɔde resɔ wo ahwɛ. Hu sɛ Yehowa na obetumi akyekye wo werɛ. Honhom fam aduan a ɔde ma yɛn no nso, ma w’ani nsɔ. w19.11 16 ¶9-10

Wukuda, December 22

Nea ɔyɛ ɔnokwafo no kata asɛm so.​—Mmeb. 11:13.

Asafo mu mpanyimfo paa na ɛsɛ sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm yi yɛ adwuma. Asafo mu panyin nim sɛ ɛnsɛ sɛ oyi asafo no mufo “atirimsɛm” adi. Sɛ ɔyɛ saa a, anuanom renya ne mu ahotoso na wɔremmɔ no din pa. Anuanom a wɔapaw wɔn de asɛyɛde ahyehyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu no, ɛnsɛ sɛ ‘wɔyɛ ano nta,’ anaa wotwa nkontompo. (1 Tim. 3:8) Wei kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔdaadaa afoforo anaa wodi afoforo ho nseku. Sɛ asafo mu panyin dɔ ne yere a, asɛm a ɛnsɛ sɛ ɔte no, ɔrenka nkyerɛ no na ayɛ ne so adesoa. Nsɛm a ɛnsɛ sɛ afoforo te no, ɔbea warefo renhyɛ ne kunu sɛ ɔnka nkyerɛ no. Ɔyɛ saa a, ɛbɛboa ama ne kunu anya din pa. Sɛ ɔbea warefo de saa afotu yi yɛ adwuma a, ɔboa ne kunu, na afei nso, ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔaka wɔn kokoam asɛm akyerɛ ne kunu no, odi wɔn ni. Nea ɛho hia paa ne sɛ, ɔma Yehowa ani gye efisɛ ɔreboa ama asomdwoe ne baakoyɛ atena asafo no mu.​—Rom. 14:19. w20.03 22 ¶13-14

Yawda, December 23

Yehowa beyi ne ho adi akyerɛ mo.​—Lev. 9:4.

Hwɛ nea esii afe 1512 A.Y.B. bere a wɔhyehyɛɛ ntamadan no wɔ Bepɔw Sinai ase no. Mose dii anim ma wɔhyɛɛ Aaron ne ne mma asɔfo. (Ex. 40:17; Lev. 9:1-5) Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛe sɛ ogye mmarima a wɔahyɛ wɔn asɔfo foforo no tom? Bere a Aaron ne Mose rehyira ɔman no, Yehowa maa ogya fi soro bɛhyew afɔrebɔde no nyinaa wɔ afɔremuka no so. (Lev. 9:23, 24) Bere a wɔhyɛɛ Aaron ɔsɔfo panyin a ogya fi soro bɛhyew afɔrebɔde no, dɛn na na ɛkyerɛ? Yehowa yɛɛ saa de kyerɛe sɛ na ogye Aaron ne ne mma no asɔfodi no tom na ɔtaa wɔn akyi. Bere a Israelfo no huu adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ Yehowa taa asɔfo no akyi no, ɛmaa wɔn nso hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔtaa asɔfo no akyi. Saa asɛm yi fa yɛn ho anaa? Yiw! Ná asɔfodi a ɛwɔ Israel no gyina hɔ ma asɔfodi bi a ɛyɛ papa sen Israel de no koraa. Kristo yɛ Ɔsɔfo Panyin a ɔsen biara, na ɔne nnipa 144,000 a wɔyɛ asɔfo ne ahemfo bedi ade wɔ soro. (Heb. 4:14; 8:3-5; 10:1) Yehu pefee sɛ Yehowa rekyerɛ n’ahyehyɛde no kwan nnɛ na ɔrehyira no papaapa. w19.11 23 ¶13; 24 ¶14, 16

Fida, December 24

Mmom adwumaden ne ɔbrɛ mu, awia ne anadwo, yɛyɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa adesoa kɛse nto mo mu biara so.​—2 Tes. 3:8.

Paul wɔ Korinto no, ɔne Akwila ne Priskila tenae, na ɔne wɔn “yɛɛ adwuma, efisɛ na wɔyɛ ntamadanyɛfo.” Ɛwom sɛ Paul kaa sɛ ɔyɛɛ adwuma “awia ne anadwo” de, nanso ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛɛ adwuma toaa mu ara a wanhome. Sɛ edu Homeda a, na ɔnyɛ ntamadan; na ogye n’ahome. Saa da no, na ɔde hokwan no ka asɛm no kyerɛ Yudafo a na wɔn nso nyɛ adwuma Homeda no. (Aso. 13:14-16, 42-44; 16:13; 18:1-4) Ná ɛsɛ sɛ Paul yɛ adwuma hwɛ ne ho, nanso ɔhwɛe sɛ ɔbɛyɛ “Onyankopɔn asɛmpa no ho adwuma kronkron no” bi daa. (Rom. 15:16; 2 Kor. 11:23) Ɔhyɛɛ afoforo nkuran sɛ wɔn nso nyɛ bi. Enti na Akwila ne Priskila yɛ Paul “mfɛfo adwumayɛfo wɔ Kristo Yesu mu.” (Rom. 12:11; 16:3) Paul hyɛɛ Korintofo no nkuran sɛ ‘wɔnyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.’ (1 Kor. 15:58; 2 Kor. 9:8) Yehowa maa ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ: “Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no, mma onnnidi nso.”​—2 Tes. 3:10. w19.12 5 ¶12-13

Memeneda, December 25

Mma yɛ agyapade a efi Yehowa hɔ.​—Dw. 127:3.

Bere a Yehowa bɔɔ awarefo a wodi kan no, ɔde hyɛɛ wɔn mu sɛ wɔnwo. Sɛ awarefo bi bɛwo mma a, hena na ɔbɛkyerɛ, na bere a wɔpɛ sɛ wɔwo nso, hena na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ? Mmeae bi wɔ hɔ a, wɔhwɛ kwan sɛ nkurɔfo ware ara pɛ a, wɔbɛwo. Ebia awarefo no abusuafo ne afoforo mpo bepiapia wɔn sɛ wɔnyɛ nwo. Onua bi a ɔwɔ Asia a wɔfrɛ no Jethro ka sɛ, “Asafo no mu mpo, ebinom a wɔwɔ mma tumi ka kyerɛ awarefo a wonni mma sɛ wɔnyɛ nwo.” Jeffrey nso wɔ Asia. Ɔka sɛ, “Ebinom tumi ka kyerɛ awarefo a wonni mma sɛ, sɛ wonyin a wɔrennya obiara nhwɛ wɔn.” Nanso, sɛ awarefo bi bɛwo a, ɛyɛ wɔn ankasa asɛm. Wɔn ara na ɛsɛ sɛ wosi saa gyinae no; ɛyɛ wɔn asɛyɛde. (Gal. 6:5) Ɛwom sɛ wɔn a wɔaware foforo no nnamfo ne wɔn abusuafo pɛ sɛ awarefo no ani gye de, nanso ɛsɛ sɛ obiara hu sɛ awarefo no ara na ɛsɛ sɛ wosi gyinae sɛ wɔbɛwo anaa wɔrenwo.​—1 Tes. 4:11. w19.12 22 ¶1-3

Kwasida, December 26

Mommɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro.”​—Mat. 6:9.

Ɛyɛ den ma wo sɛ wubehu Onyankopɔn sɛ w’Agya anaa? Ebinom te nka sɛ Yehowa sõ araa ma enti wɔnsɛ hwee koraa wɔ n’ani so. Wonnye nni sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no dwen wɔn mu biara ho. Nanso yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no mpɛ sɛ yenya saa adwene no. Ɔno na ɔmaa yɛn nkwa na ɔpɛ sɛ yɛne ne ntam yɛ kama. Bere a ɔsomafo Paul kaa saa nokwasɛm yi wiei no, ɔka kyerɛɛ wɔn a na wɔretie no wɔ Atene no sɛ Yehowa ne “yɛn mu biara ntam nware.” (Aso. 17:24-29) Sɛnea abofra biara tumi kɔ ne papa anaa ne maame nkyɛn no, saa ara na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛn mu biara ba n’anim. Ebinom nso wɔ hɔ a, ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wobehu Yehowa sɛ wɔn Agya, efisɛ wɔn papa a ɔwoo wɔn anna ɔdɔ ne ayamye adi ankyerɛ wɔn. Yɛnhwɛ onuawa bi anom asɛm. Ɔkaa sɛ: “Ná me papa taa didi me atɛm paa. Bere a mifii ase suaa Bible no, na ɛyɛ den ma me sɛ mehu sɛ Agya bi wɔ soro a metumi abɛn no.” Wo nso, saa na wote nka anaa? Sɛ saa a, nya awerɛhyem sɛ bere rekɔ so no, wubehu sɛ Agya biara nni hɔ a ɔte sɛ Yehowa. w20.02 3 ¶4-5

Dwoda, December 27

Bere a m’ahoɔden so ahuan no, nnyaw me.​—Dw. 71:9.

Yesu akyerɛkyerɛ yɛn sɛ, sɛ yɛte nka sɛ yentumi nyɛ pii anaa nea yɛreyɛ no sua mpo a, nea yetumi yɛ wɔ Yehowa som mu biara no n’ani sɔ. (Dw. 92:12-15; Luka 21:2-4) Enti fa w’adwene si nea wubetumi ayɛ so. Ebi ne sɛ, wubetumi aka Yehowa ho asɛm akyerɛ afoforo, wubetumi abɔ mpae ama wo nuanom, na wubetumi nso ahyɛ afoforo nkuran ama wɔakɔ so adi nokware. Yehowa bu wo sɛ ne yɔnko dwumayɛni. Ɛnyɛ nea wutumi yɛ nti na Yehowa bu wo saa, na mmom esiane sɛ wuyi wo yam tie no ntia. (1 Kor. 3:5-9) Yɛn ani sɔ paa sɛ yɛresom Yehowa, Onyankopɔn a n’asomfo som bo ma no no! Ɔbɔɔ yɛn sɛ yɛnyɛ n’apɛde, na yɛsom no nokware mu a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam. (Adi. 4:11) Ɛwom sɛ wiase no bu yɛn sɛ yɛn so nni mfaso de, nanso Yehowa nhu yɛn saa. (Heb. 11:16, 38) Sɛ yare bɔ yɛn, yɛn sikasɛm nkɔ yiye, anaa yɛn mfe rekɔ anim a, momma yɛnkae sɛ biribiara nni hɔ a ebetumi atew yɛn afi yɛn soro Agya no dɔ ho.​—Rom. 8:38, 39. w20.01 18 ¶16; 19 ¶18-19

Benada, December 28

O Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na fa honhom foforo a ase atim hyɛ me mu.​—Dw. 51:10.

Sɛ yenya ahobrɛase na yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ a, yebetumi ayi ahoɔyaw afi yɛn mu. Sɛ yɛma saa suban pa yi hyɛ yɛn koma mã a, ahoɔyaw rennya kwan wɔ yɛn koma mu. Sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, ɛremma yenya adwene sɛ yɛkyɛn afoforo. Obi a ɔbrɛ ne ho ase nte nka sɛ biribiara mu no, ɛsɛ sɛ onya pii sen afoforo. (Gal. 6:3, 4) Sɛ obi ani sɔ nea ɔwɔ a, ɔma nea ɔwɔ no ara dɔɔso ma no, na ɔmfa ne ho ntoto afoforo. (1 Tim. 6:7, 8) Obi a ɔbrɛ ne ho ase na n’ani sɔ nea ɔwɔ no, sɛ obi nya adepa bi a, n’ani gye. Sɛ yebetumi ayi subammɔne te sɛ ahoɔyaw afi yɛn mu na yɛabrɛ yɛn ho ase na yɛn ani asɔ nea yɛwɔ a, yehia Onyankopɔn honhom kronkron no mmoa. (Gal. 5:16; Filip. 2:3, 4) Yehowa honhom kronkron betumi aboa yɛn ama yɛapɛɛpɛɛ yɛn mu ahu nea ɛwɔ yɛn adwene ne yɛn komam. Onyankopɔn betumi aboa yɛn ama yɛayi nsusuwii bɔne biara afi yɛn adwene ne yɛn komam, na yɛasusuw nneɛma pa ho.​—Dw. 26:2. w20.02 15 ¶8-9

Wukuda, December 29

Ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so.​—1 Tim. 4:16.

Wuhyira wo ho so a, woahyɛ Yehowa bɔ na ɔhwɛ kwan sɛ wubedi so. Asafo a wowom no, wo ne wɔn mmɔ. Anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo a wowom no bɛyɛ te sɛ w’abusua. Sɛ wokɔ asafo nhyiam daa a, ɛbɛhyɛ wo ne wɔn abusuabɔ no mu den. Kenkan Onyankopɔn Asɛm da biara na dwinnwen ho. (Dw. 1:1, 2) Sɛ wokenkan Bible mu asɛm bi wie a, gye bere fa dwinnwen nea woakenkan no ho yiye. Wei bɛma asɛm no asian akɔ wo komam tɔnn. ‘Kɔ so bɔ mpae.’ (Mat. 26:41) Wufi wo komam bɔ Yehowa mpae a, ɛbɛma woabɛn no. ‘Kɔ so hwehwɛ ahenni no kan.’ (Mat. 6:33) Sɛ woma asɛnka adwuma no yɛ ade titiriw wɔ w’asetenam a, wubetumi ayɛ saa. Sɛ wokɔ asɛnka daa a, ɛbɛma wo gyidi ayɛ den. Nsɛnnennen biara a wubehyia wɔ wiase bɔne yi mu no “yɛ bere tiaa mu de na ɛyɛ hare.” (2 Kor. 4:17) Nanso sɛ wobɔ asu a, ɛbɛma w’ani agye nnɛ, na daakye wubenya “nkwa ankasa no” nso. Enti wohwɛ a, mfaso wɔ so sɛ wubesi saa gyinae no anaa? Yiw, mfaso wɔ so paa!​—1 Tim. 6:19. w20.03 13 ¶19-21

Yawda, December 30

Bere a aka no sua.​—1 Kor. 7:29.

Sɛ wo Bible suani no nyɛ nsakrae biara wɔ n’asetenam a, edu bere bi a, ɛho behia sɛ wubisa wo ho sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ migyae adesua no anaa?’ Sɛ woresusuw asɛm no ho a bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ mehwɛ me suani no asetenam a, ɔreyɛ nsakrae sɛnea ɛsɛ anaa?’ ‘Wafi ase “redi” nea ɔresua no so, anaa wafi ase de reyɛ adwuma?’ (Mat. 28:20) Awerɛhosɛm ne sɛ, yɛn Bible asuafo no bi te sɛ Israelfo a na wɔwɔ Hesekiel bere so no. Yehowa kaa wɔn ho asɛm kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Hwɛ, wote sɛ obi a ɔto ɔdɔ nnwom wɔ wɔn ani so, obi a ne nne yɛ dɛ a onim sankubɔ yiye. Wɔbɛte wo nsɛm, nanso obiara renni so.” (Hes. 33:32) Ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛka akyerɛ obi sɛ yɛne no rensua ade bio. Nanso, “bere a aka no sua.” Sɛ́ anka yɛbɛsɛe bere ne obi a onnya nkɔso asua ade no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ obi a ɔda no adi sɛ ‘ɔpɛ daa nkwa.’​—Aso. 13:48. w20.01 6 ¶17; 7 ¶20

Fida, December 31

W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.​—Mat. 6:10.

Nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ daakye nnipa a wɔyɛ osetie bɛtena asase so daa no, Kristoman nkyerɛkyerɛ saa. (2 Kor. 4:3, 4) Ɛnnɛ, Kristoman asɔre dodow no ara kyerɛkyerɛ sɛ, sɛ nnipa pa nyinaa wu a wɔkɔ soro. Nanso, Bible Asuafo a na wɔatintim Ɔwɛn-Aban no fi afe 1879 no de, na ɛnyɛ saa na wɔkyerɛkyerɛ. Ná Bible Asuafo no te ase sɛ Onyankopɔn bɛsan ama asase adan Paradise, na nnipa ɔpepem pii a wɔbɛyɛ osetie bɛtena asase so ha, na ɛnyɛ soro. Nanso, egyee bere ansa na Bible Asuafo no rehu saa nkurɔfo a wɔyɛ osetie a wɔbɛtena asase so no. Bible Asuafo no suaa Kyerɛwnsɛm no hui nso sɛ ‘wɔbɛtɔ ebinom afi asase so’ ma wɔne Yesu akodi hene wɔ soro. (Adi. 14:3) Wohui sɛ saa nkurɔfo no dodow bɛyɛ 144,000, na wɔn nyinaa bɛyɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so a wɔde nokwaredi som Onyankopɔn bere a na wɔwɔ asase so. w19.09 27 ¶4-5

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena