January
Memeneda, January 1
Wo mmofraase na wusuaa nkyerɛwee kronkron no, na ɛno na ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu.—2 Tim. 3:15.
Nea Bible kyerɛkyerɛ a Timoteo gye dii sɛ ɛyɛ nokware no na ɛmaa ne gyidi yɛɛ den. Wei maa ɔne Yehowa ntam yɛɛ kama paa. Wo nso, nea woasua Bible ahu afa Yehowa ho no, ɛyɛ a susuw ho na ama woagye adi sɛ ɛyɛ nokware. Nokware a ɛwɔ Bible mu no, emu mmiɛnsa bi wɔ hɔ a ehia sɛ wote ase na wugye tom. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ wugye di sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. (Ex. 3:14, 15; Heb. 3:4; Adi. 4:11) Nea ɛto so mmienu, ɛsɛ sɛ wuhu nea enti a wugye di sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm a ɔde ama nnipa. (2 Tim. 3:16, 17) Nea ɛto so mmiɛnsa, ɛsɛ sɛ wugye tom sɛ Yehowa wɔ nnipakuw bi a wɔresom no, na Kristo na ɔrekyerɛ wɔn kwan. Saa nnipakuw no ne Yehowa Adansefo. (Yes. 43:10-12; Yoh. 14:6; Aso. 15:14) Ɛho nhia sɛ wusua Bible mu nsɛm nyinaa gu wo tirim. Ɛsɛ sɛ wode yɛ wo botae sɛ wode ‘w’adwene’ bɛyɛ adwuma de asusuw nneɛma ho, na ama woagye adi sɛ woahu nokware no.—Rom. 12:1. w20.07 10 ¶8-9
Kwasida, January 2
Wɔamma ntutummɛ no kwan sɛ wonkum wɔn, na mmom wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnyɛ wɔn ayayade abosome anum.—Adi. 9:5.
Nkɔmhyɛ yi ka mmoadabi ho asɛm; wɔn anim te sɛ nnipa, na “biribi a ɛte sɛ sika abotiri” wowɔ wɔn ti so. (Adi. 9:7) “Nnipa [anaa Onyankopɔn atamfo] a wonni Onyankopɔn nsɔano wɔ wɔn moma so” no, mmoadabi yi yɛ wɔn ayayade abosome nnum. Saa mmoadabi yi, wɔatena ase akyɛ paa ne bɛyɛ abosome nnum. (Adi. 9:4) Ɛbɛyɛ sɛ saa kyerɛwsɛm yi reka Yehowa asomfo a wɔasra wɔn no ho asɛm. Wɔde akokoduru ka Onyankopɔn atemmusɛm tia saa wiase bɔne yi, na ɛma wɔn a wɔtaa wiase no akyi no ho teetee wɔn. Enti mmoadabi a Yoel 2:7-9 kaa ho asɛm ne mmoadabi a Adiyisɛm nhoma no kaa ho asɛm no, yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ nsonsonoe wom anaa? Yiw. Wohwɛ Bible mu a, ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ ade baako betumi akyerɛ nneɛma pii. Ɛho nhwɛso bi ni. Adiyisɛm 5:5 ka sɛ Yesu yɛ “Yuda abusua mu Gyata,” ɛnna 1 Petro 5:8 ka Ɔbonsam ho asɛm sɛ ɔyɛ “gyata a ɔbobom.” w20.04 3 ¶8; 5 ¶10
Dwoda, January 3
Yehowa ani wɔ baabiara; ɛhwɛ abɔnefo ne apapafo nyinaa.—Mmeb. 15:3.
Ná Hagar yɛ Sarai abaawa. Bere a wɔde Hagar maa Abram aware no, wanyɛ n’ade nyansam. Ná Sarai nni ba, enti bere a Hagar faa yafunu no, ofii ase buu Sarai animtiaa. Ɛkɔɔ so araa ma Sarai teetee Hagar ma oguanee. (Gen. 16:4-6) Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, anhwɛ a yebenya adwene sɛ na Hagar yɛ ahantan, enti ɛfata sɛ onyaa saa asotwe no. Nanso Yehowa de, na ɛnyɛ saa na ohu Hagar. Ɔsomaa ne bɔfo kɔɔ ne nkyɛn. Bere a ɔbɔfo no huu no no, ɔboaa no ma ɔsesaa ne suban na ohyiraa no. Hagar hui sɛ na Yehowa rehwɛ no, na na onim nea ɔrefa mu nyinaa. Wei nti, ɔfrɛɛ Yehowa, ‘Onyankopɔn a ohu ade, . . . nea ohu me no.’ (Gen. 16:7-13) Dɛn na Yehowa hui wɔ Hagar ho? Ná onim sɛnea na Hagar te ne nneɛma a wafa mu nyinaa. Ɛwom, na Yehowa ani nnye aniammɔnho a Hagar yɛe no ho, nanso na onim nea na Hagar afa mu, enti na ɔte no ase. w20.04 16 ¶8-9
Benada, January 4
Matu mmirika no awie.—2 Tim. 4:7.
Ɔsomafo Paul kaa sɛ nokware Kristofo nyinaa retu mmirika bi. (Heb. 12:1) Yɛyɛ mmofra oo, mpanyin oo, yɛwɔ ahoɔden oo, yɛabrɛ oo, sɛ yɛpɛ sɛ yɛn nsa ka nea Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ no a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gyina mu kosi awiei. (Mat. 24:13) Paul tumi de ahotoso kasae efisɛ na ‘watu mmirika no awie.’ (2 Tim. 4:7, 8) Nanso, mmirika bɛn na na Paul reka ho asɛm? Agodie a na ɛkɔ so wɔ Greece tete no, ɛtɔ da a na Paul fa nneɛma a wɔyɛ wɔ saa agodie no mu de kyerɛkyerɛ asuade titiriw bi. (1 Kor. 9:25-27; 2 Tim. 2:5) Paul de Kristofo asetena totoo mmirikatu ho mpɛn pii. (1 Kor. 9:24; Gal. 2:2; Filip. 2:16) Sɛ obi hyira ne ho so ma Yehowa na ɔbɔ asu a, na wafi ase retu “mmirika” yi bi. (1 Pet. 3:21) Sɛ Yehowa de nkonimbo anaa abasobɔde a ɛne daa nkwa no ma no a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ watu mmirika no awie.—Mat. 25:31-34, 46; 2 Tim. 4:8. w20.04 26 ¶1-3
Wukuda, January 5
Nneɛma a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛmfa nkɔ ɔko no, momfa ne nyinaa nhyehyɛ mo ho.—Efe. 6:13.
“Awurade yɛ ɔnokwafo, na ɔbɛma moagyina pintinn, na wahwɛ mo so ɔbɔnefo no ho.” (2 Tes. 3:3) Dɛn na Yehowa de bɔ yɛn ho ban? Yehowa ama yɛn akode bi a ebetumi abɔ yɛn ho ban afi ɔsɔretia a Satan de ba yɛn so no ho. (Efe. 6:13-17) Saa akode no yɛ nnam, na ɛbɔ adwuma paa! Nanso sɛ ebetumi abɔ yɛn ho ban a, gye sɛ yɛhyɛ ne nyinaa, na yɛhwɛ sɛ ɛhyɛ yɛn bere nyinaa. Nokware abɔso anaa bɛlt no sei, egyina hɔ ma nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu no. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ saa bɛlt yi? Efisɛ Satan yɛ “atoro agya.” (Yoh. 8:44) Mfe mpempem pii ni a wadi atoro, na wadaadaa “asase sofo nyinaa.” (Adi. 12:9) Nanso nokware a ɛwɔ Bible mu no bɔ yɛn ho ban na Satan annaadaa yɛn. Saa bɛlt yi, yɛbɔ no sɛn? Ɛne sɛ yebesua Yehowa ho nokwasɛm, yɛbɛsom no “honhom ne nokware mu,” na yɛadi nokware wɔ biribiara mu.—Yoh. 4:24; Efe. 4:25; Heb. 13:18. w21.03 26-27 ¶3-5
Yawda, January 6
Afei nso, ɔbɛkɔ Asaase Fɛfɛɛfɛ no so.—Dan. 11:41.
Nea na ɛma asase no som bo ne sɛ, ɛhɔ na na nkurɔfo som Yehowa. Efi Pentekoste afe 33 Y.B. no, saa “asase” no nyɛ baabi pɔtee bi wɔ asase so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa nkurɔfo wɔ asase so baabiara. Ɛnnɛ, “asase Fɛfɛ no” gyina hɔ ma sɛnea Yehowa nkurɔfo bɔ wɔn bra. Ebi ne sɛnea wɔsom Yehowa wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase ne asɛnka adwuma a wɔyɛ no. Nna a edi akyiri yi mu no, atifi fam hene no akɔ “asase Fɛfɛ no” so mpɛn pii. Ɛho nhwɛso ni. Wiase ko a ɛto so mmienu no mu no, na Nasi Germany na ɛyɛ atifi fam hene no. Saa bere no, atifi fam hene no de ɔtaa baa Onyankopɔn nkurɔfo so na okunkum wɔn mu bi. Nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ ɔkɔɔ “asase Fɛfɛ no” so. Bere a Soviet Union bɛyɛɛ atifi fam hene wɔ Wiase Ko II akyi no, saa ɔhene yi kɔɔ “asase Fɛfɛ no” so; ɔde ɔtaa baa Onyankopɔn nkurɔfo so, na otwaa wɔn asu. w20.05 13 ¶7-8
Fida, January 7
Wɔn a wosuro Yehowa na wɔyɛ ne nnamfo paa, na ɔma wohu n’apam.—Dw. 25:14.
Hwɛ mmarima a wɔtenaa ase ansa na Yesu reba a na wɔyɛ Onyankopɔn nnamfo no bi ho asɛm. Ná Abraham yɛ obi a ne gyidi yɛ den paa. Abraham wui no, bɛboro mfe 1,000 akyi Yehowa frɛɛ no “m’adamfo.” (Yes. 41:8) Enti owu mpo rentumi ntetew Yehowa ne ne nnamfo a wɔbɛn no paa ntam. Yehowa ani so de, Abraham da so te ase. (Luka 20:37, 38) Onipa foforo a na ɔyɛ Onyankopɔn adamfo ne Hiob. Bere bi, abɔfo a wɔwɔ soro nyinaa hyiaam, na Yehowa kaa Hiob ho asɛm ma wohui sɛ ɔwɔ ne mu ahotoso. Yehowa kaa Hiob ho asɛm sɛ ɔyɛ “onipa a ne ho nni asɛm na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.” (Hiob 1:6-8) Daniel nso, ɔman a na ɔte mu no, na emufo som abosom, nanso ɔde nokwaredi som Onyankopɔn bɛyɛ mfe 80. Sɛn na na Yehowa bu Daniel? Onyankopɔn maa abɔfo ka kyerɛɛ Daniel mprɛnsa sɛ ‘ɔpɛ n’asɛm paa.’ (Dan. 9:23; 10:11, 19) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛda Yehowa koma so sɛ obenyan ne nnamfo a wɔawuwu no aba nkwa mu daakye.—Hiob 14:15. w20.05 26-27 ¶3-4
Memeneda, January 8
Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.—Dw. 119:68.
Bible suani a ɔbɔ ne ho mmɔden betumi asua Onyankopɔn mmara ama n’ani agye ho mpo. Nanso yemmisa sɛ, osuani no betie Yehowa esiane ɔdɔ a ɔwɔ ma no nti anaa? Kae sɛ na Hawa nim Onyankopɔn mmara, nanso na ɔnnɔ Onyankopɔn a ɔhyehyɛɛ mmara no; saa ara na na Adam nso te. (Gen. 3:1-6) Enti ɛnyɛ Onyankopɔn mmara ne n’akwankyerɛ nko ara na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo. Yehowa mmara ne n’akwankyerɛ biara so wɔ mfaso ma yɛn. (Dw. 119:97, 111, 112) Nanso, ebia yɛn Bible asuafo renhu no saa, gye sɛ yɛma wɔte ase sɛ Yehowa dɔ yɛn nti na wahyehyɛ saa mmara no. Enti yebetumi abisa yɛn Bible asuafo sɛ: “Wohwɛ a, adɛn nti na Onyankopɔn mpɛ sɛ n’asomfo yɛ saa ade yi? Anaa adɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ n’asomfo yɛ wei? Dɛn na saa mmara yi ma yehu fa Onyankopɔn ho?” Sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo ma wodwinnwen Yehowa ho, na wobu ne din kronkron no a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ nea yɛkyerɛkyerɛ wɔn no bɛka wɔn koma. Yɛyɛ saa a, ɛnyɛ Onyankopɔn mmara nko na yɛn Bible asuafo ani begye ho, na mmom wɔbɛdɔ Onyankopɔn a ɔhyehyɛɛ saa mmara no nso. Ɛbɛma wɔn gyidi nso ayɛ den, na ɔhaw biara a wobehyia no, wobetumi agyina ano.—1 Kor. 3:12-15. w20.06 10 ¶10-11
Kwasida, January 9
‘Yɛ ntɛm tie asɛm; mpere wo ho nkasa.’—Yak. 1:19.
Nea enti a ehia sɛ yenya abotare ne sɛ, egye bere ansa na obi atumi asan aba Yehowa nkyɛn. Anuanom a na wɔagyae asɛnka kɔ no pii ka sɛ, mpanyimfo no ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu baa wɔn nkyɛn mpɛn pii ansa na wɔresan aba Yehowa nkyɛn. Onuawa bi a wɔfrɛ no Nancy a ofi Asia anafo ka sɛ: “Me yɔnko berɛbo bi a ɔwɔ asafo no mu boaa me paa. Ɔfaa me sɛ ne nua panyin, na na ɔdɔ me paa. Ɔkaee me sɛnea na yɛbom yɛ ade ma yɛn ani gye no. Sɛ meka me komam asɛm kyerɛ no a, na ɔyɛ aso tie me, na na ɛnyɛ den sɛ obetu me fo. Ɔma mihui sɛ ɔyɛ adamfo pa a ɔbɛboa me bere biara.” Sɛ wunya tema ma obi a, ɛte sɛ aduru tatahwe; ebetumi aboa obi a asɛm bi ahaw no ama ne ho adwo no. Wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no bi wɔ hɔ a, obi yɛɛ wɔn ade ma ɛyɛɛ wɔn yaw na wɔde ho abufuw ahyɛ wɔn mu besi nnɛ. Wei nti, ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛsan aba Yehowa nkyɛn. Ebinom nso adwene yɛ wɔn sɛ wɔne wɔn anni no yiye. Ebia ebehia sɛ wonya obi a wɔka wɔn asɛm kyerɛ no a, obetie wɔn na wate wɔn ase. w20.06 26 ¶10-11
Dwoda, January 10
Moadi ɔbɔnefo no so nkonim.—1 Yoh. 2:14.
Bere biara a wubegyina sɔhwɛ ano no, ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wobɛyɛ nea ɛtene. Kae sɛ, adwene a wiase no wɔ wɔ nna ho no, Satan na ɔhyɛ akyiri. Enti, sɛ wokɔ so de nea woasua afi Bible mu no bɔ wo bra a, ɛkyerɛ sɛ ‘woadi ɔbɔnefo no so nkonim.’ Yegye tom sɛ, Yehowa na ɔfata sɛ ɔkyerɛ sɛ biribi yɛ bɔne. Afei nso, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛrenkɔyɛ bɔne. Nanso sɛ yɛyɛ bɔne a, yɛbɔ Yehowa mpae na yɛka yɛn bɔne kyerɛ no. (1 Yoh. 1:9) Na sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a, yɛka ho asɛm kyerɛ mpanyimfo a Yehowa apaw wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no ma wɔboa yɛn. (Yak. 5:14-16) Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma bɔne a yɛayɛ atwam teetee yɛn. Adɛn ntia? Efisɛ yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no de ne Ba no mae sɛ agyede na ama watumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn. Yehowa ka sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho a, ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. Ɔka saa a, ɛnyɛ atoro na ɔredi. Enti yebetumi de ahonim pa asom Yehowa a biribiara rensiw yɛn kwan.—1 Yoh. 2:1, 2, 12; 3:19, 20. w20.07 22-23 ¶9-10
Benada, January 11
Wo na nkwa fi wo.—Dw. 36:9.
Bere bi na Yehowa nko ara na ɔwɔ hɔ, nanso na ɔnyɛ ankonam. Ná enhia sɛ obi bɛka ne ho na ama n’ani agye. Nanso na Onyankopɔn pɛ sɛ afoforo nso ba nkwa mu na wɔn ani gye. Ɔdɔ a Yehowa wɔ nti, ofii ase bɔɔ ade. (1 Yoh. 4:19) Yehowa dii kan bɔɔ ne ba Yesu, na ɔnam ne Ba yi so ‘bɔɔ nneɛma a aka nyinaa’ a abɔfo ɔpepem pii nso ka ho. (Kol. 1:16) Yesu ani gyei paa sɛ ɔne ne Papa boom yɛɛ adwuma. (Mmeb. 8:30) Ɔsoro abɔfo no nso ani gyei paa. Bere a na Yehowa ne Yesu, ne dwumayɛni a ne ho akokwaw no rebɔ ade nyinaa no, na wɔn ani tua nea ɛrekɔ so. Dɛn na abɔfo no yɛe? Bere a Yehowa bɔɔ asase ne nneɛma foforo a aka no, wɔbɔɔ ose. Nanso bere a Yehowa bɔɔ nnipa no de, wɔbɔ gyee so paa. (Hiob 38:7; Mmeb. 8:31) Nneɛma a Yehowa abɔ yi nyinaa ma yehu sɛ ɔwɔ ɔdɔ ne nyansa.—Dw. 104:24; Rom. 1:20. w20.08 14 ¶1-2
Wukuda, January 12
Me din nti aman nyinaa bɛtan mo.—Mat. 24:9.
Yehowa bɔɔ nnipa sɛ yɛnnodɔ yɛn ho. Enti sɛ obi tan yɛn a, etumi yɛ yɛn yaw paa, na ebetumi ama ehu aka yɛn mpo. Onua bi kyerɛwee sɛ: “Esiane sɛ meyɛ Yehowa Danseni nti, asogyafo boroo me, wɔyeyaw me, na wɔbɔɔ me ntrɛnee sɛ wobepira me. Ɛmaa mebɔɔ hu paa, na m’ani wui.” Sɛ nkurɔfo tan yɛn saa a, ɛyɛ yaw, nanso ɛnyɛ yɛn nwonwa. Yesu ka too hɔ sɛ nkurɔfo bɛtan yɛn.Adɛn nti na Wiase no tan Yesu akyidifo. Efisɛ sɛnea na Yesu nyɛ wiase no fã no, yɛn nso yɛnyɛ “wiase no fã.” (Yoh. 15:17-19) Ɛno nti, yebu nnipa aban de, nanso yɛnsom wɔn, na yɛnsom wɔn ahyɛnsode nso. Yehowa nko ara na yɛsom no. Ɛwom sɛ Satan ne “n’aseni” no ka no denneennen sɛ Onyankopɔn mfata sɛ odi tumi wɔ nnipa so, nanso yɛn de, yɛtaa Onyankopɔn akyi, na yegye di sɛ ɔfata sɛ odi tumi wɔ nnipa so. (Gen. 3:1-5, 15) Yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ, Onyankopɔn Ahenni no nko ara na ebeyi nnipa haw afi hɔ, na obiara a ɔmpɛ sɛ Ahenni no di ne so no, ɛrenkyɛ koraa Ahenni no bɛsɛe no pasaa. (Dan. 2:44; Adi. 19:19-21) Sɛ ahobrɛasefo te asɛm a yɛka no a, ɛyɛ asɛmpa ma wɔn, nanso abɔnefo de, ɛyɛ asɛmmɔne ma wɔn. w21.03 20 ¶1-2
Yawda, January 13
Yenim sɛ yefi Onyankopɔn.—1 Yoh. 5:19.
Yehowa de adwuma a ɛho hia paa ama anuanom mmea wɔ asafo no mu. Wɔwɔ nyansa, gyidi, akokoduru, na woyi wɔn yam boa afoforo. Afei nso, wɔde nsi ne ahokeka yɛ nnwuma pa. (Luka 8:2, 3; Aso. 16:14, 15; Rom. 16:3, 6; Filip. 4:3; Heb. 11:11, 31, 35) Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ anuanom a wɔn mfe akɔ anim pii wɔ asafo no mu. Onyin nti wɔn nyinaa hyia ɔhaw. Nanso yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim yi yɛ nea wɔn ahoɔden betumi nyinaa wɔ asɛnka adwuma no mu. Afei nso, wɔyɛ nea wobetumi biara hyɛ afoforo nkuran na wɔtete wɔn. Yenya wɔn suahu so mfaso. Wɔda Yehowa koma so na wɔsom bo ma yɛn paa. (Mmeb. 16:31) Afei, momma yɛnhwɛ mmerante ne mmabea a yɛne wɔn wɔ asafo mu. Wɔrehyia ɔhaw pii efisɛ wiase a wɔte mu no, Satan na odi so na ɔde ne nsusuwii bɔne no ahyɛ mu ma. Nanso, sɛ yehu sɛ mmerante ne mmabea yi rema mmuae wɔ asafo nhyiam ase, wɔrekɔ asɛnka anaa wɔde akokoduru rekyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu a, ɛhyɛ yɛn nkuran paa. Ampa, mmerante ne mmabea nyinaa, mo ho hia paa wɔ Yehowa asafo no mu!—Dw. 8:2. w20.08 21-22 ¶9-11
Fida, January 14
Meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mu.—Mat. 10:16.
Sɛ yefi ase ka asɛmpa no ma nkurɔfo hu sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo a, yɛn abusuafo betumi asɔre atia yɛn denneennen, ebia yɛn nnamfo bɛserew yɛn, na ebi mpo a nkurɔfo rentie asɛm a yɛka no. Dɛn na ebetumi aboa wo ama woanya akokoduru? Nea edi kan, nya ahotoso sɛ Yesu wɔ soro de, nanso ɔda so di asɛnka adwuma no anim. (Yoh. 16:33; Adi. 14:14-16) Nea ɛto so mmienu, nya gyidi sɛ sɛnea Yehowa ahyɛ wo bɔ no, ɔbɛkɔ so ara ahwɛ wo. (Mat. 6:32-34) Sɛ woma wo gyidi yɛ den a, ɛbɛma woanya akokoduru paa. Bere a wunyaa akokoduru ka kyerɛɛ w’abusuafo ne wo nnamfo sɛ woafi ase ne Yehowa Adansefo resua Bible na wokɔ wɔn nhyiam no, ɛkyerɛ sɛ na wowɔ gyidi paa! Esiane sɛ wopɛ sɛ wode Yehowa akwankyerɛ bɔ wo bra nti, woayɛ nsakrae akɛse wɔ w’asetena mu na woasesa wo suban. Sɛ ɛnyɛ gyidi ne akokoduru a wowɔ a, anka woantumi anyɛ saa. Sɛ wokɔ so yɛ nneɛma a ɛbɛma woanya akokoduru a, wubetumi anya ahotoso sɛ “baabi a wobɛkɔ biara no, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.”—Yos. 1:7-9. w20.09 5 ¶11-12
Memeneda, January 15
Yehowa maa ne ho dwoo no.—2 Be. 14:6.
Ɔhene Asa yɛ obi a ɔyɛɛ n’ade nyansam. Ɔde ne ho too Yehowa so koraa, na wei yɛ nhwɛso pa ma yɛn. Ɔsom Yehowa wɔ bere pa ne bere bɔne nyinaa mu. Bible ka sɛ, ‘Asa koma dii mũ wɔ Yehowa ho ne nkwa nna nyinaa.’ (1 Ahe. 15:14) Ade baako a Asa yɛ de kyerɛe sɛ ɔde ne koma nyinaa resom Yehowa ne sɛ, otuu atoro som ase fii Yuda. Bible ka sɛ, “Oyiyii ananafo afɔremuka ne sorɔnsorɔmmea no fii hɔ, na obubuu abosom adum twitwaa abosonnua no gui.” (2 Be. 14:3, 5) Ne nanabea Maaka a na ɔyɛ ɔbaapanyin mpo, otuu no ade so. Adɛn nti na otuu no ade so? Efisɛ ɔmaa nkurɔfo som ohoni bi. (1 Ahe. 15:11-13) Ɛnyɛ atoro som nko ara na Asa tuu ase. Ɔsan maa nokware som so, na ɔmaa Yudafo no san bɛsom Yehowa. Yehowa hyiraa Asa, na ɔmaa Israelfo no nyaa asomdwoe. Asa bedii ade no, “asase no nyaa asomdwoe” mfe du.—2 Be. 14:1, 4, 6. w20.09 14 ¶2-3
Kwasida, January 16
Timoteo, nea wɔde ahyɛ wo nsa no, bɔ ho ban.—1 Tim. 6:20.
Nneɛma a ɛsom bo ma yɛn no, ɛyɛ a yɛtaa de hyɛ afoforo nsa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ebia yɛde yɛn sika bɛkɔ akoto sikakorabea. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛhwɛ yɛn sika no so yiye na anyera anaa obi ankowia. Ɔsomafo Paulo kaee Timoteo sɛ wanya biribi a ɛsom bo. Ɛne sɛ na Timoteo abehu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa. Afei nso wɔde hyɛɛ Timoteo nsa sɛ ‘ɔnka asɛm no’ na ‘ɔnyɛ ɔsɛmpakafo adwuma.’ (2 Tim. 4:2, 5) Paul ka kyerɛɛ Timoteo sɛ nea wɔde ahyɛ ne nsa no, ɔmmɔ ho ban. Yɛn nso wɔde nneɛma a ɛsom bo ahyɛ yɛn nsa te sɛ Timoteo. Nokware a ɛwɔ Bible mu no som bo paa na ɛyɛ yɛn dɛ sɛ Yehowa adom yɛn ama yɛate ase yiye. Nokware a ɛwɔ Bible mu som bo efisɛ ɛma yehu nea yɛyɛ a, ɛbɛma yɛne Yehowa ntam ayɛ kama ne nea ɛbɛma yɛn ani agye ankasa wɔ asetena mu. Sɛ yegye saa nokware no tom na yɛde bɔ yɛn bra a, ɛma yɛde yɛn ho fi atoro nkyerɛkyerɛ ne abrabɔ bɔne ho.—1 Kor. 6:9-11. w20.09 26 ¶1-3
Dwoda, January 17
Mo ara munim sɛnea yɛyɛɛ yɛn ho maa mo bere a na yɛwɔ mo nkyɛn no.—1 Tes. 1:5.
Ɛsɛ sɛ wo Bible suani no hu sɛ w’ani gye nokware a ɛwɔ Bible mu a wokyerɛkyerɛ no ho na wugye di. Ohu saa a, ɛbɛma ɔno nso ani agye nea ɔresua no ho. Ebia wubetumi aka sɛnea wode Bible nnyinasosɛm abɔ wo bra ama aboa wo ho asɛm akyerɛ no. Wei bɛma wahu sɛ afotu pa a ɛwɔ Bible mu no betumi aboa ɔno nso. Sɛ wo Bible suani no wɔ ɔhaw bi a, ka anuanom a wɔahyia saa ɔhaw no bi na wɔatumi adi so no ho asɛm kyerɛ no. Wubetumi ne asafo no muni bi a ne suahu betumi aboa osuani no akɔ hɔ. Boa wo suani no ma onhu sɛ, sɛ ɔde Bible akwankyerɛ yɛ adwuma a, ɛbɛboa no. Sɛ wo suani no aware a, ne hokafo no nso resua ade anaa? Sɛ ɛnte saa a, wubetumi aka akyerɛ ne hokafo no ama ɔno nso abesua bi. Hyɛ wo suani no nkuran ma ɔnka nea ɔresua no ho asɛm nkyerɛ n’abusuafo ne ne nnamfo.—Yoh. 1:40-45. w20.10 16 ¶7-9
Benada, January 18
Fa dua wo mma komam.—Deut. 6:7.
Yesu awofo boaa no ma onyin benyaa Onyankopɔn anim dom; wɔde akwankyerɛ a Yehowa de ama awofo no yɛɛ adwuma. (Deut. 6:6, 7) Ná Yosef ne Maria dɔ Yehowa paa, na ade a na ehia wɔn paa ne sɛ wɔbɛhyɛ wɔn mma nkuran ama wɔn nso adɔ Yehowa saa ara. Ná Yosef ne Maria ne wɔn mma bom som Yehowa daa. Akyinnye biara nni ho sɛ nhyiam a na wɔyɛ no nnawɔtwe biara wɔ Nasaret hyiadan mu no, na wɔkɔ bi. Twam afahyɛ a na wɔyɛ no afe biara wɔ Yerusalem no nso, na wɔkɔ bi. (Luka 2:41; 4:16) Sɛ wɔrekɔ Yerusalem akodi saa afahyɛ no a, ɛbɛyɛ sɛ na wɔkyerɛkyerɛ Yesu ne ne nuanom Yehowa nkurɔfo abakɔsɛm. Sɛ wɔnam kwan so rekɔ a, ɛbɛyɛ sɛ na wɔkɔsrasra mmeae a Kyerɛwnsɛm no aka ho asɛm no. Bere a Yosef ne Maria abusua no yɛɛ kɛse no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn sɛ wɔbɛsom Yehowa daa. Nanso wɔyɛɛ saa no, wonyaa nhyira pii! Esiane sɛ wɔde Yehowa som dii kan nti, wɔn abusua no kɔɔ so bɛn Yehowa. w20.10 28 ¶8-9
Wukuda, January 19
Ná Esra asiesie ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa Mmara mu . . . na wakyerɛkyerɛ emu ahyɛde.—Esra 7:10.
Sɛ obi pɛ sɛ wo ne no kɔyɛ ne Bible adesua a, ɛbɛyɛ papa sɛ wudi kan sua. Dorin a ɔyɛ ɔkwampaefo titiriw no kaa sɛ: “Sɛ me ne obi resua ade na sɛ onua a ɔka me ho no adi kan asua a, ɛma m’ani gye paa. Ɛma otumi de ne ho hyɛ mu kama.” Afei nso, ebetumi ama osuani no ahu sɛ nea morekyerɛkyerɛ no no, mo nyinaa moasua no yiye, na ayɛ nhwɛso ama wasuasua. Sɛ worentumi nsua no fekɔfekɔ mpo a, pɛ bere kakra hwɛ adesua no mu, na woahu emu nsɛntitiriw no. Mpaebɔ ho hia paa wɔ Bible adesua mu, enti sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ka sɛ wobɛbɔ mpae a, di kan dwen nea wobɛka ho. Ɛno bɛma woahu nneɛma pɔtee a wobɛka ho asɛm wɔ mpae no mu. (Dw. 141:2) Hanae te Japan. Bere a ɔresua ade no, onuawa bi kaa ne Bible kyerɛkyerɛfo ho ne no besuaa ade. Ɔkae mpae a saa onuawa no bɔe no. Ɔkaa sɛ: “Mihui sɛ ɔne Yehowa ntam yɛ kama paa, na meyɛɛ m’adwene sɛ mesuasua no. Me din a ɔbɔe wɔ mpae no mu nso ma mihui sɛ odwen me ho.” w21.03 9-10 ¶7-8
Yawda, January 20
Nya akokoduru! . . . ɛsɛ sɛ wudi adanse wɔ Roma nso.—Aso. 23:11.
Yesu maa ɔsomafo Paul awerɛhyem sɛ obedu Roma. Nanso Yudafo a wɔwɔ Yerusalem no bi bɔɔ pɔw sɛ wɔbɛtow ahyɛ no so akum no. Bere a Roma sahene Klaudio Lisia tee pɔw a nkurɔfo no abɔ no, obegyee Paul. Ntɛm ara Klaudio somaa asraafodɔm ma wɔbɔɔ Paul ho ban ma wɔde no kɔɔ Kaesarea. Wokoduu hɔ no, Amrado Felike hyɛe sɛ “wɔnhwɛ [Paul] so wɔ Herode aban mu.” Ɛhɔ de na Yudafo a wɔrepɛ Paul akum no no rentumi nyɛ no hwee. (Aso. 23:12-35)Ná amrado Festo abedi Felike ade. Esiane sɛ na Festo pɛ sɛ ɔyɛ biribi ma Yudafo no pɛ n’asɛm nti, obisaa Paul sɛ: “Wopɛ sɛ wokɔ Yerusalem ma wodi asɛm no m’anim” anaa? Ná Paul nim sɛ, sɛ ɔkɔ Yerusalem a, anhwɛ a wobekum no. Enti ɔkaa sɛ: “Mede asɛm no dan Kaesare!” Festo ka kyerɛɛ Paul sɛ: “Kaesare na wode asɛm no adan no; Kaesare hɔ na wobɛkɔ.” Ná ɛrenkyɛ na Paul akɔ Roma, na na ɛhɔ ne Yudafo a wɔrepɛ no akum no no ntam ware.—Aso. 25:6-12. w20.11 13 ¶4; 14 ¶8-10
Fida, January 21
Sɛ yɛn koma bu yɛn fɔ . . . mpo a.—1 Yoh. 3:20.
Yɛn nyinaa, ɛtɔ da a yɛn ahonim bu yɛn fɔ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ebinom wɔ hɔ a nneɛma bi a wɔyɛe ansa na wɔrebehu nokware no nti, wɔn ahonim tumi bu wɔn fɔ. Ebinom nso, bere a wɔbɔɔ asu akyi no, wodii mfomso na ɛno nti wɔn ahonim bu wɔn fɔ. (Rom. 3:23) Ɛwom, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ. Nanso “yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.” (Yak. 3:2; Rom. 7:21-23) Sɛ yɛn ahonim bu yɛn fɔ a ɛmma yɛn ani nnye, nanso ebetumi aboa yɛn. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ yɛn ahonim bu yɛn fɔ a, ɛboa yɛn ma yɛyɛ nsakrae wɔ asetenam na yesi yɛn bo sɛ yɛrensan nyɛ bɔne no bio. (Heb. 12:12, 13) Ɛtɔ da a yɛn ahonim betumi abu yɛn fɔ atra so. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ yenu yɛn ho gyae bɔne bi yɛ na yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa de akyɛ yɛn mpo a, yɛn ahonim betumi akɔ so ara ahaw yɛn. Yebu yɛn ho fɔ saa a, ebetumi apira yɛn. (Dw. 31:10; 38:3, 4) Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛammu yɛn ho fɔ antra so. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ yegyae Yehowa som ɛmfa ho sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn a, ɛbɛma Satan ani agye paa.—Fa toto 2 Korintofo 2:5-7, 11 ho. w20.11 27 ¶12-13
Memeneda, January 22
Ampa, me komam a matew, ne me nsa a mahohoro de akyerɛ sɛ me ho nni asɛm no nyinaa yɛ ɔkwa.—Dw. 73:13.
Lewini no ani fii ase beree abɔnefo ne ahantanfo. Ná ɛnyɛ nneɛma bɔne a wɔreyɛ no nti, na mmom sɛnea na nneɛma kɔ yiye ma wɔn no na n’ani beree. (Dw. 73:2-9, 11-14) Ná ɛte sɛ nea abɔnefo yi wɔ biribiara; ahonyade, asetena pa, na na ɛte sɛ nea wonni ɔhaw biara. Sɛ na Lewini no hu nneɛma sɛnea Yehowa hu no no a, na ɛremma n’abam mmu na n’ani remmere abɔnefo. Bere a ɔyɛɛ saa no, ɛmaa n’asom dwoo no na ɔsan nyaa anigye. Ɔkae sɛ: ‘Yehowa akyi no, minni obiara ho anigye asase so.’ (Dw. 73:25) Yɛn nso, sɛ ɛyɛ yɛn sɛ nneɛma rekɔ yiye ma nnipa abɔnefo mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere wɔn da. Anigye a wɔwɔ no yɛ ani so kɛkɛ na ɛnkyɛ, na daakye nso wɔrennya daa nkwa. (Ɔsɛnk. 8:12, 13) Sɛ yɛma yɛn ani bere wɔn a, yɛn abam bebu na ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam. Sɛnea ayɛ sɛ nneɛma rekɔ yiye ama abɔnefo no, sɛ wuhu sɛ w’ani reyɛ abere a, yɛ nea Lewini no yɛe no bi. Tie afotu a ɔdɔ wom a Onyankopɔn de ma no, na fa wo ho bɔ wɔn a wɔyɛ Yehowa apɛde no. Sɛ wodɔ Yehowa sen biribi foforo biara a, w’ani begye ankasa. Na wobɛkɔ so anantew ɔkwan a ɛkɔ “nkwa ankasa” mu no so.—1 Tim. 6:19. w20.12 19 ¶14-16
Kwasida, January 23
Asɛm no ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae, nso yennim nea ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae. Nanso sɛ yesũ di awerɛhow wɔ yɛn mu mpo a, honhom no ara srɛ ma yɛn.—Rom. 8:26.
Sɛ wobɔ Yehowa mpae na wotow wo dadwen gu no so a, kae nso sɛ wobɛda no ase. Sɛ nneɛma nkɔ yiye wɔ yɛn asetenam mpo a, eye sɛ yebedwinnwen nneɛma pa a yɛwɔ no ho. Ɛtɔ da na awerɛhow ahyɛ wo so na wunhu nea wonka nkyerɛ Yehowa a, kae sɛ, sɛ wutumi bɔ mpae tiawa sɛ, ‘O Yehowa, boa me!’ a, obetie. (2 Be. 18:31) Fa wo ho to Yehowa nyansa so, na ɛnyɛ wo ara wo nyansa. Bɛboro mfe 700 ansa na Yesu reba asase so no, na Yudafo no suro sɛ Asiriafo bɛba abɛtow ahyɛ wɔn so. Ná Yudafo no mpɛ sɛ Asiriafo no bedi wɔn so, enti wɔkɔka kyerɛɛ Egypt man a na wɔsom abosom no sɛ wɔmmɛboa wɔn. (Yes. 30:1, 2) Yehowa bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ Egyptfo a wɔde wɔn ho ato wɔn so no, ebewie wɔn bɔne. (Yes. 30:7, 12, 13) Yehowa nam Yesaia so maa Yudafo no huu nea wɔyɛ a ebetumi ama wɔanya ahobammɔ a ɛyɛ papa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Motena ase komm de mo ho to [Yehowa] so a, mubenya ahoɔden.”—Yes. 30:15b. w21.01 3-4 ¶8-9
Dwoda, January 24
Metee wɔn a wɔahyɛ wɔn nsow no dodow; 144,000.—Adi. 7:4.
Kristo nuanom a wɔasra wɔn no nokwaredi nti, wɔne Kristo bedi hene na wɔayɛ asɔfo wɔ soro. (Adi. 20:6) Onyankopɔn abusua no fã a ɛwɔ soro no nyinaa ani begye paa bere a nnipa 144,000 a wɔasra wɔn no nsa aka wɔn akatua wɔ soro no. Bere a ɔsomafo Yohane kaa ahemfo ne asɔfo 144,000 ho asɛm wiei no, ohuu biribi a ɛyɛ anigye paa. Ohuu “nnipakuw kɛse bi” a wonyaa nkwa wɔ Harmagedon. Nnipakuw kɛse yi dɔɔso koraa sen 144,000 no, na obiara nnim wɔn dodow. (Adi. 7:9, 10) Nnipakuw kɛse no mufo “hyehyɛ ntade tenten fitafitaa.” Wei kyerɛ sɛ, wɔatwe wɔn ho afi Satan “wiase nkekae” biara ho, na wodi Onyankopɔn ne Kristo nokware. (Yak. 1:27) Wɔde nne kɛse teɛm sɛ, nea Yehowa ne Onyankopɔn Guammaa Yesu ayɛ nti na wɔanya nkwagye. Wɔreka saa nyinaa, na wokurakura berɛw. Ɛno kyerɛ sɛ, wɔde anigye gye Yesu tom sɛ Ɔhene a Yehowa ayi no.—Fa toto Yohane 12:12, 13 ho. w21.01 16 ¶6-7
Benada, January 25
W’ahobrɛase ma meyɛ kɛse.—2 Sam. 22:36.
Sɛ ɔbarima betumi de tumi a ɔwɔ no ayɛ adwuma yiye a, gye sɛ osuasua sɛnea Yehowa ne Yesu de wɔn tumi yɛ adwuma no. Wo de, hwɛ ahobrɛase sɛɛ. Yehowa nim nyansa kyɛn obiara nanso sɛ n’asomfo kyerɛ wɔn adwene a, otie. (Gen. 18:23, 24, 32) Yehowa biribiara wie pɛyɛ nanso seesei de, ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ yɛn biribiara pɛpɛɛpɛ. Mmom, yɛn mfomso nyinaa akyi no, ɔboa yɛn ma yetumi som no yiye. (Dw. 113:6, 7) Bible mpo ka sɛ Yehowa yɛ ‘ɔboafo.’ (Dw. 27:9; Heb. 13:6) Ɔhene Dawid kaa sɛ, sɛ ɛnyɛ Yehowa ahobrɛase nti na ɔboaa no a, anka wantumi anyɛ adwuma kɛse a wɔde hyɛɛ ne nsa no. Hwɛ ade a Yesu yɛe yi. Yesu na na ɔyɛ n’asuafo no Wura nanso ɔhohoroo wɔn nan ho. Yesu no ara kaa sɛ: “Magyaw mo nhwɛsode sɛ sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.” (Yoh. 13:12-17) Ɛwom, na Yesu wɔ tumi kɛse paa nanso wantena hɔ sɛ nkurɔfo nsom no. Ɔno mmom na ɔsom nkurɔfo.—Mat. 20:28. w21.02 3-4 ¶8-10
Wukuda, January 26
Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden.—Mmeb. 20:29.
Anuanom mmerante, nneɛma pii na mubetumi ayɛ de aboa asafo no. Sɛ ɛba ahoɔden a, mo mu bebree si pi si ta. Na yɛannya mo wɔ asafo no mu a, anka yɛbɛyɛ dɛn! Sɛ woyɛ aberante a, ebia w’ani da so sɛ wɔbɛyɛ wo asafo mu somfo. Nanso ebia ɛbɛyɛ wo sɛ ebinom hu wo sɛ wusua dodo anaa wunni asetena mu suahu biara, ɛno nti wɔrentumi mfa adwuma a ɛho hia nhyɛ wo nsa. Ɛwom, ebia wunnyinii papa, nanso seesei nneɛma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ na ama asafo a wowom no mufo anya wo mu awerɛhyem na wɔabu wo. Mmerante, mowɔ nimdeɛ bi a mubetumi de aboa asafo no mufo anaa? Mo mu bebree wɔ bi. Ebia moahu sɛ, sɛ moboa wɔn a wɔn ani afi ma wotumi de wɔn tablɛt anaa ɛlɛtrɔnik mfiri sua ade anaa wɔde kɔ asafo nhyiam a, ɛma wɔn ani gye paa. Esiane sɛ munim ɛlɛtrɔnik mfiri mu nti, mubetumi aboa wɔn a wɔn ani afi no paa. Biribiara a woyɛ mu no, ma w’Agya a ɔwɔ soro no koma ntɔ ne yam. w21.03 2 ¶1, 3; 7 ¶18
Yawda, January 27
Obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.—Gal. 6:5.
Sɛ ɔyere nhomasua kɔ anim kyɛn ne kunu mpo a, ɔbarima no na ɛyɛ n’asɛde sɛ odi abusua no anim ma wɔyɛ abusua som ne nneɛma foforo a yɛyɛ wɔ yɛn som mu no. (Efe. 6:4) Ɛwom, ɛsɛ sɛ Kristoni bea brɛ ne ho ase ma ne kunu, nanso ɛyɛ ɔbea no ara asɛde sɛ ɔne Onyankopɔn ntam yɛ papa. Wei nti, ɛsɛ sɛ ɔpɛ bere a ɔno ankasa de besua ade na wadwinnwen ho. Ɛno bɛboa no ama wakɔ so adɔ Yehowa na wabu no, na ɛbɛma ɔde anigye abrɛ ne ho ase ama ne kunu. Kristofo mmea awarefo a Yehowa ho dɔ nti wɔkɔ so brɛ wɔn ho ase ma wɔn kununom no, wɔn ani gye sen mmea awarefo a wɔmfa Yehowa tiyɛ nhyehyɛe no nyɛ hwee no. Afei nso, mmerante ne mmabaa betumi ahwɛ wɔn asua wɔn. Ɛnyɛ ɛno nko, saa mmea no boa ma asomdwoe ne anigye tena wɔn mmusua mu ne asafo no mu. (Tito 2:3-5) Ɛnnɛ, Yehowa asomfo anokwafo nyinaa, mmea na wɔdɔɔso paa.—Dw. 68:11. w21.02 13 ¶21-23
Fida, January 28
Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.—Yak. 4:8.
Akokoduru ne boasetɔ de, na ɔsomafo Paul wɔ bi paa. Ɛtɔ da a na wayɛ mmerɛw. Nanso ne nyinaa mu no, omiaa n’ani gyinaa mu, efisɛ ɔde ne ho too Yehowa so, na Yehowa nso maa no ahoɔden a ohia. (2 Kor. 12:8-10; Filip. 4:13) Yɛn nso, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom sɛ yehia Yehowa mmoa a, ɔbɛma yɛanya ahoɔden ne akokoduru a ɔsomafo Paul nyae no bi. (Yak. 4:10) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɔhwɛ a ɛto yɛn no, ɛnyɛ Yehowa na ɔretwe yɛn aso. Osuani Yakobo ka kyerɛ yɛn sɛ: “Sɛ sɔhwɛ to obi a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: ‘Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.’ Efisɛ wontumi mfa nnebɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yak. 1:13) Sɛ yegye saa asɛm no di a, ɛma yɛbɛn yɛn Agya a ɔwɔ soro a ɔdɔ yɛn no paa. Yehowa ‘nsakra,’ anaa ɔnsesa. (Yak. 1:17) Bere a tete Kristofo no kɔɔ sɔhwɛ mu no ɔboaa wɔn, na ɛnnɛ nso ɔbɛboa yɛn mu biara. Bɔ Yehowa mpae denneennen na srɛ no sɛ ɔmmoa wo mma wunnya nyansa, gyidi, ne akokoduru. Obetie wo mpaebɔ no. w21.02 31 ¶19-21
Memeneda, January 29
Sɛnea dade sew dade ano no, saa ara na onipa nso sew n’adamfo anim.—Mmeb. 27:17.
Sɛ woka kɔ Bible suani a ɔba asafo nhyiam ho a, wubetumi ahyɛ no nkuran (Filip. 2:4) Wubetumi akamfo no wɔ nsakrae bi a wayɛ ho. Wubetumi abisa sɛnea ne Bible adesua no rekɔ. Wubetumi nso abisa n’abusua ne n’adwuma mu nsɛm kakra. Nanso hwɛ na woamfeefee ne nsɛm mu. Wo ne no bɔ nkɔmmɔ saa a, ebetumi ama woabɛn no. Sɛ wofa osuani no adamfo a, ɛbɛboa no ama wanya nkɔso abɔ asu. Bere a osuani no gu so renya nkɔso na ɔreyɛ nsakrae wɔ n’abrabɔ mu no, boa no ma onhu sɛ ɔka asafo no ho. Wobɛyɛ no sɛn? Wubetumi asom no hɔho. (Heb. 13:2) Sɛ Bible suani nya nkɔso bɛyɛ ɔdawurubɔfo a, wubetumi ato nsa afrɛ no na moakɔ asɛnka. Onua bi a ɔde Diego te Brazil. Ɔkaa sɛ: “Anuanom pii too nsa frɛɛ me ma yɛkɔɔ asɛnka. Ɛno paa na ɛma mihuu wɔn yiye. Bere a me ne wɔn bɔe no, ɛma misuaa nneɛma bebree, na ɛboaa me ma mebɛn Yehowa ne Yesu.” w21.03 12 ¶15-16
Kwasida, January 30
Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.—Rom. 12:17.
Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnnɔ wɔn atamfo. (Mat. 5:44, 45) Wohwɛ a, ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ saa? Ɛnna fam koraa! Nanso Onyankopɔn honhom kronkron boa yɛn ma yetumi yɛ saa. Onyankopɔn honhom no aba no bi ne ɔdɔ, abodwokyɛre, ayamye, odwo, ne ahosodi. (Gal. 5:22, 23) Saa suban ahorow no boa yɛn ma yetumi gyina ɔtan ano. Nnipa a na wɔtan yɛn no pii asesa wɔn adwene efisɛ wɔn kunu, wɔn yere, wɔn mma, anaa wɔn afipamfo a wɔsom Yehowa no daa suban pa a ɛte saa adi. Wɔn a na wɔtan yɛn no pii mpo abɛyɛ yɛn nuanom Kristofo. Enti wɔn a Yehowa a woresom no nti wɔtan wo no, sɛ ɛyɛ wo den sɛ wobɛdɔ wɔn a, bɔ mpae srɛ honhom kronkron. (Luka 11:13) Nya ahotoso paa sɛ, nea Onyankopɔn aka sɛ yɛnyɛ no, bere nyinaa ɛno na eye. (Mmeb. 3:5-7) Ɔtan ho yɛ den; ɔtan yɛ yaw. Nanso ɔdɔ tumi tutu ɔtan ase. Sɛ yɛdɔ afoforo a, ebetumi ama wɔasesa adwemmɔne a wɔwɔ wɔ yɛn ho. Afei nso, ɛma Yehowa ani gye. Nanso sɛ yɛn atamfo ansesa na wɔkɔ so ara tan yɛn a, yɛn ani betumi agye. w21.03 23 ¶13; 24 ¶15, 17
Dwoda, January 31
Ɔman bi aba m’asaase so; emu nnipa ho yɛ den na wɔn dodow nni ano.—Yoel 1:6.
Ná odiyifo Yoel rehyɛ nkɔm sɛ asraafodɔm bi bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. (Yoel 2:1, 8, 11) Yehowa kaa sɛ ɔnam ‘n’asraafodɔm kɛse’ (Babilon asraafo) no so bɛtwe Israelfo asoɔdenfo no aso. (Yoel 2:25) Sɛ Bible frɛ asraafo a wɔbɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no “nea ofi atifi fam” a, edi sa, efisɛ na Babilonfo no fi atifi fam na wɔbɛtow ahyɛ Israelfo so. (Yoel 2:20) Wɔde saa asraafodɔm no toto mmoadabi a wobom yuu a wɔyɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ ho. Yoel ka wɔn ho asɛm sɛ: “Wɔnam wɔn kwan so tẽẽ sɛ [asraafo]. . . . Wɔbɔ kirididi kɔ nkurow mu . . . Wɔforo afie. Wɔhyɛn mfɛnsere mu sɛ akorɔmfo.” (Yoel 2:8, 9) Wo de, twa ho mfoni hwɛ. Woto w’ani a, asraafo nko ara. Obiara nnya baabiara mfa ne ho nsie. Obiara nni hɔ a obetumi aguan afi Babilon asraafo no nsam! Afe 607 A.Y.B. no, Babilonfo (anaa Kaldeafo) no tow hyɛɛ Yerusalem kurow no so te sɛ mmoadabi. Bible ka sɛ: ‘Kaldeafo hene anhu aberante anaa ɔbaabun, ɔpanyin anaa nea wagow mmɔbɔ.’—2 Be. 36:17. w20.04 5 ¶11-12