February
Benada, February 1
Mommrɛ mo ho ase na mummu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.—Filip. 2:3.
Hu wo nuanom yiye. Ansa na asafo nhyiam befi ase ne bere a moapɔn no, wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ. Wo ne wɔn nkɔ asɛnka, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma wommedidi wɔ wo fie. Woyɛ saa a, wubehu sɛ onuawa bi a na ɛyɛ wo sɛ ɔmpɛ nnipa no, sɛɛ ɔfɛre ade. Anaa onua bi a na wususuw sɛ sika agye n’adwene no, sɛɛ ɔpɛ ahɔhoyɛ paa. Anaa nea enti a abusua bi ntaa mmedu asafo nhyiam ase ntɛm ne sɛ wɔrehyia ɔsɔretia. (Hiob 6:29) Ɛwom, ɛnsɛ sɛ ‘yɛde yɛn ho gyigye nkurɔfo nsɛm mu.’ (1 Tim. 5:13) Nanso, ɛsɛ sɛ yehu biribi fa yɛn nuanom ho ne nea wɔafa mu wɔ asetena mu. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛate wɔn ase. Sɛ wo nua Kristoni bi ho yɛ wo ahi na sɛ wuhu no yiye a, ebetumi ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wubenya tema ama no. Egye mmɔdenbɔ na woatumi ahu wo nuanom yiye. Nanso, sɛ wode Bible afotu a ɛka sɛ yɛntrɛw yɛn komam anaa yɛn dɔ mu no yɛ adwuma a, na woresuasua Yehowa a ɔdɔ “nnipa ahorow nyinaa” no.—1 Tim. 2:3, 4; 2 Kor. 6:11-13. w20.04 16-17 ¶10-12
Wukuda, February 2
Obiara nni hɔ a ɔwɔ ɔdɔ kyɛn obi a ɔde ne nkwa to hɔ ma ne nnamfo.—Yoh. 15:13.
Anadwo a Yesu rebewu no, ɔkaee n’asuafo sɛ wɔnnodɔ wɔn ho. Ná onim sɛ, sɛ n’asuafo no yi wɔn yam dodɔ wɔn ho a, ɛbɛboa wɔn ama wɔakɔ so ayɛ baako na sɛ wiase no tan wɔn a, wɔatumi agyina ano. Yɛmfa asafo a na ɛwɔ Tesalonika no nyɛ nhwɛso. Efi da a wɔtew asafo no ara na nkurɔfo fii ase tan wɔn ani. Nanso anuanom a na ɛwɔ hɔ no yɛɛ nhwɛso pa. Wɔde animia gyinaa mu, na wɔdodɔɔ wɔn ho. (1 Tes. 1:3, 6, 7) Paul hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so nnodɔ wɔn ho, na wɔnkɔ so “nyɛ mmoro so” mpo. (1 Tes. 4:9, 10) Ná ɔdɔ a wobenya ama wɔn ho no bɛma wɔakyekye wɔn a wɔahaw anaa wɔabotow no werɛ, na wɔaboa wɔn a wɔyɛ mmerɛw no. (1 Tes. 5:14) Wɔde Paul afotu no yɛɛ adwuma, efisɛ bɛyɛ afe akyi, bere a Paul kyerɛw ne krataa a ɛto so mmienu kɔmaa wɔn no, otumi kaa sɛ: “Ɔdɔ a mo nyinaa da no adi no rekɔ so yɛ kɛse.” (2 Tes. 1:3-5) Dɔ a na wɔdodɔ wɔn ho nti, bere a nkurɔfo tan wɔn ani na wohuu amane no, wotumi gyinaa ano. w21.03 22 ¶11
Yawda, February 3
‘Momma yɛmfa animia ntu mmirika a ɛda yɛn anim no.’—Heb. 12:1.
Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn nsa ka abasobɔde a ɛne daa nkwa no a, ɛsɛ sɛ yɛfa ɔkwan a wɔakyerɛ sɛ Kristofo mfa so no so, anaa yɛbɔ yɛn bra sɛ Kristofo. (Aso. 20:24; 1 Pet. 2:21) Nanso, Satan ne wɔn a wodi n’akyi no pɛ sɛ yɛfa ɔkwan foforo so; wɔpɛ sɛ yɛkɔ so ne wɔn ‘tu mmirika.’ (1 Pet. 4:4) Sɛnea yɛbɔ yɛn bra nti, wodi yɛn ho fɛw, na wɔka sɛ ɔkwan a wɔnam so no yɛ koraa sen yɛn de no; wɔkyerɛ sɛ ɛma wonya ahofadi. Nanso nea wɔreka no nyɛ nokware. (2 Pet. 2:19) Ɛho hia paa sɛ yehu ɔkwan pa no na yɛfa so! Satan pɛ sɛ yɛn nyinaa gyae ɔkwan hihiaa a “ɛkɔ nkwa mu” no so fa na yɛkɔfa ɔkwan a ɛtrɛw a wiase mu nnipa dodow no ara nam so no so. Nnipa pii nam ɔkwan a ɛtrɛw no so, na ɛso fa nyɛ den. Nanso saa kwan no “kɔ ɔsɛe mu.” (Mat. 7:13, 14) Sɛ yebetumi afa ɔkwan pa no so a yɛremma biribiara ntwetwe yɛn adwene a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so na yetie no. w20.04 26 ¶1; 27 ¶5, 7
Fida, February 4
M’afotu ne sɛ momfa nkotosrɛ, mpaebɔ, srɛ a wɔsrɛ ma afoforo, . . . nni mma nnipa ahorow nyinaa, . . . sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so de onyamesom pa . . . abɔ yɛn bra wɔ asomdwoe ne kommyɛ mu.—1 Tim. 2:1, 2.
Nnansa yi, Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no nso akɔ “asase Fɛfɛ no” so. (Dan. 11:41) Dɛn na wɔyɛe? Afe 2017 no, atifi fam hene yi baraa Yehowa nkurɔfo adwuma, na ɔde yɛn nuanom mmarima ne mmea binom guu afiase. Ɔbaraa yɛn nhoma ahorow ne Wiase Foforo Nkyerɛase no nso. Afei nso, ogyee baa dwumadibea a ɛwɔ Russia, ne Ahenni Asa ne Nhyiam Asa ahorow. Ɔyɛɛ saa wiei no, afe 2018 mu no, Akwankyerɛ Kuw no kaa sɛ Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no ne atifi fam hene no. Nanso, sɛ aban bi di Yehowa nkurɔfo ani sɛ dɛn ara mpo a, wɔnsɔre ntia aban no anaa wɔnyɛ biribiara mfa nkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wotu aban no gu. Mmom, wɔde Bible afotu a ɛka sɛ wɔmmɔ mpae mma “wɔn a wɔwɔ dibea a ɛkorɔn nyinaa” no yɛ adwuma. Sɛ ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ saa nkurɔfo no si gyinae a ebetumi ama yɛanya ahofadi asom Yehowa anaa ɛbɛma wɔabara yɛn som no a, saa bere no paa na yɛde saa afotu yi yɛ adwuma. w20.05 14 ¶9
Memeneda, February 5
Hwɛ wo ho so yiye bere nyinaa, na ma w’ani nku wo nkyerɛkyerɛ ho daa.—1 Tim. 4:16.
Awofo, sɛ mo mma begye atom sɛ wɔahu nokware no a, ɛsɛ sɛ wɔn ankasa ne Onyankopɔn fa adamfo, na wogye tom sɛ nea Bible kyerɛkyerɛ no yɛ nokware. Sɛ wubetumi akyerɛkyerɛ wo mma ama wɔahu Onyankopɔn ho nokwasɛm a, ɛsɛ sɛ w‘ankasa woyere wo ho sua Bible, na wo mma asuasua wo. Ɛsɛ sɛ wopɛ bere de dwinnwen nea wusua no ho. Woyɛ saa a, wubetumi akyerɛkyerɛ wo mma ama wɔn nso ayɛ saa. Sɛnea wokyerɛkyerɛ wo Bible asuafo no, saa ara na ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wo mma ma wohu sɛnea wɔde nneɛma a yɛde yɛ nhwehwɛmu ne video ahorow bɛyɛ adwuma. Woyɛ saa a, wobɛboa wo mma ama wɔadɔ Yehowa, na wɔagye atom nso sɛ Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma no” so reboa yɛn ama yɛate Bible ase. (Mat. 24:45-47) Nokware a ɛwɔ Bible mu a ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte ase no, ɛnyɛ ɛno nko ara na ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ mo mma. Monhwɛ mfe a abofra biara adi ne nea obetumi ate ase, na monkyerɛkyerɛ no “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no,” na ama ne gyidi ayɛ den.—1 Kor. 2:10. w20.07 11 ¶10, 12-13
Kwasida, February 6
Yehowa kyi okontomponi, na atreneefo na wɔyɛ ne nnamfo paa.—Mmeb. 3:32.
Ɛmfa ho sɛ nnipa nyinaa tɔ sin no, wɔn mu mpempem pii ne Yehowa afa adamfo. Nea ama wɔatumi ne Yehowa afa adamfo ne sɛ wɔwɔ gyidi wɔ Yesu agyede afɔre no mu. Agyede afɔre yi nti, Yehowa ma kwan ma yehyira yɛn ho so ma no na yɛbɔ asu. Sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛho hia yi a, nnipa mpempem pii a wɔahyira wɔn ho so abɔ asu sɛ Kristofo no, yɛbɛka wɔn ho. Saa nkurɔfo yi ne otumfoɔ Pumpuni no “di atirimsɛm”! Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛne Onyankopɔn adamfofa no som bo ma yɛn? Sɛnea Abraham ne Hiob dii Onyankopɔn nokware bɛboro mfe ɔha no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yedi Onyankopɔn nokware ɛmfa ho bere tenten a yɛde asom Yehowa wɔ saa wiase bɔne yi mu. Sɛnea Daniel yɛe no, ɛsɛ sɛ yebu yɛne Onyankopɔn adamfofa sɛ ɛsom bo sen yɛn nkwa. (Dan. 6:7, 10, 16, 22) Yehowa mmoa so nti, yebetumi agyina sɔhwɛ biara a yebehyia ano, na ama yɛayɛ Yehowa adamfo afebɔɔ.—Filip. 4:13. w20.05 27 ¶5-6
Dwoda, February 7
Ma me koma mũ.—Dw. 86:11, ase hɔ asɛm.
Ɔhene Dawid hui sɛ obi yere reguare. Ná onim Yehowa mmara a ɛka sɛ: “Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere.” (Ex. 20:17) Nanso, ɔkɔɔ so hwɛɛ ɔbea no. Ná ne koma mu akyɛ. Ná ontumi nhu sɛ onni akɔnnɔ a wanya ama Bat-Seba no akyi, anaa ɔnyɛ nea Yehowa pɛ. Ná Dawid dɔ Yehowa, na na osuro no. Ná wayɛ saa mfe pii, nanso saa bere yi de, ɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru. Nea ɔyɛe no guu Yehowa din ho fĩ. Afei nso, Dawid maa nnipa a wɔn ho nni asɛm huu amane; n’ankasa abusua mpo ka ho. (2 Sam. 11:1-5, 14-17; 12:7-12) Yehowa teɛɛ Dawid so na ɔne Yehowa ntam san yɛɛ kama. (2 Sam. 12:13; Dw. 51:2-4, 17) Dawid kaee sɛ bere a ɔmaa ne koma mu kyɛe no, ɛkɔfaa ɔhaw ne ateetee bae. Asɛm a Dawid kae wɔ Dwom 86:11 no, yebetumi akyerɛ ase nso sɛ: “Mma me koma mu nnkyɛ.” Yemmisa sɛ, Yehowa boaa Dawid ma onyaa koma koro anaa ne koma dii mũ? Yiw, efisɛ akyiri yi Bible no kaa Dawid ho asɛm sɛ ɔyɛ ɔbarima a ‘ne koma di mũ wɔ Yehowa, ne Nyankopɔn ho.’—1 Ahe. 11:4; 15:3. w20.06 11 ¶12-13
Benada, February 8
‘Mekɔɔ so de ɔdɔ nhama twee wɔn.’—Hos. 11:4.
Bible ka sɛ ɔdɔ a Yehowa wɔ ma ne nkurɔfo no te sɛ ahama. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn dɔ te sɛ ahama? Momma yɛnhwɛ mfatoho yi: Yɛmfa no sɛ ɛpo refa wo, ɛnna obi ato atade bi a wohyɛ a ɛremma wo mmem ama wo. Anka wobɛte nka sɛn? Wunhu sɛ anka w’ani begye paa? Efisɛ ɛbɛboa wo na nsu no amfa wo. Nanso saa atade no nko ara rentumi nnye wo. Nsu no yɛ nwini, enti ɛsɛ sɛ wufi mu anyɛ saa a, wubewu. Wuhia obi a ɔbɛtow ahama ama woaso mu, na watwe wo aba hyɛmma mu. Sɛnea Yehowa kaa wɔ ɛnnɛ asɛm no mu no, ɔde ɔdɔ na “ɛtwee” Israelfo a na wɔatwe wɔn ho no. Ɛnnɛ, wɔn a wɔagyae Yehowa som na ɔhaw ne dadwen remene wɔn no, saa ara na Onyankopɔn te nka wɔ wɔn ho. Ɔpɛ sɛ wohu sɛ ɔdɔ wɔn, na ɔpɛ sɛ ɔtwe wɔn ma wɔsan ba ne nkyɛn. Yehowa betumi afa wo so ada ne dɔ adi akyerɛ wɔn. Ehia sɛ yɛma yɛn nuanom a wɔagyae asɛnka kɔ no hu sɛ Yehowa dɔ wɔn na yɛn nso yɛdɔ wɔn. w20.06 27 ¶12-13
Wukuda, February 9
Anigye ne nea omia n’ani gyina sɔhwɛ mu.—Yak. 1:12.
Bere a wokum osuani Stefano no, ɛno maa Kristofo pii guan fii Yerusalem, na wɔbɔ “hwetee Yudea ne Samaria nsase nyinaa so.” Wɔkɔe ara koduu Kipro ne Antiokia nohoa. (Aso. 7:58–8:1; 11:19) Amane a asuafo no hui de, ɛnyɛ asɛm ketewa. Nanso baabiara a wɔkɔe no, wɔde anigye kaa asɛmpa no, na wɔtetew asafo ahorow wɔ Roma Ahemman no mu baabiara. (1 Pet. 1:1) Nanso afei koraa na na sɔhwɛ a ani sõsõ paa rebɛto tete Kristofo no. Baako ne sɛ, bɛyɛ afe 50 Y.B. no, Roma Hempɔn Klaudio kae sɛ Yudafo nyinaa mfi Roma nkɔ. Enti Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no gyaw wɔn afie hɔ na wotu kɔɔ mmeae foforo. (Aso. 18:1-3) Bɛyɛ afe 61 Y.B. no, ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ na wɔbɔ ne nuanom Kristofo binom ahohora, anaa wogu wɔn anim ase wɔ baguam; na wɔde bi gu afiase, na ebinom nso, na wɔfom wɔn ahode. (Heb. 10:32-34) Afei nso, ehiaa Kristofo binom, na ebinom nso yareyaree sɛnea ɛto nnipa nyinaa no.—Rom. 15:26; Filip. 2:25-27. w21.02 26-27 ¶2-4
Yawda, February 10
Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na ne bo afuw denneennen, efisɛ onim sɛ ne bere a aka sua.—Adi. 12:12.
Sɛ Kristoni bi hyɛ ne gyidi den a, biribiara nni hɔ a Satan anaa n’akyitaafo bɛyɛ a ɛbɛma ne gyidi ahinhim. (2 Yoh. 8, 9) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wiase no bɛtan yɛn. (1 Yoh. 3:13) Yohane ma yehu sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yoh. 5:19) Wiase yi rekɔ n’awiei, enti Satan nso ani abere paa. Ɔnam aguamammɔ ne atosɛm a awaefo ka so sum yɛn afiri. Afei nso, ɔma nkurɔfo tan yɛn ani denneennen. Satan nim sɛ ne bere a aka sua, enti ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma yɛagyae asɛnka adwuma no anaa ɔbɛma yɛn gyidi ahinhim. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔabra yɛn som adwuma no wɔ aman bi so anaa wɔde wɔn nsa ato so. Wei nyinaa akyi no, yɛn nuanom a wɔwɔ saa aman no so no de animia resom Yehowa. Sɛnea anuanom akura wɔn gyidi mu no ma yehu sɛ, nea ɔbɔnefo no de bɛyɛ yɛn biara no, yebedi nkonim! w20.07 24 ¶12-13
Fida, February 11
Akyɛde a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu so.—Rom. 6:23.
Ná Yehowa pɛ sɛ nnipa tena ase daa wɔ asase fɛfɛɛfɛ a ɔbɔe no so. Nanso bere a Adam ne Hawa tew wɔn Agya a ɔdɔ wɔn no so atua no, ɛmaa bɔne ne owu de nnipa yɛɛ nkoa. (Rom. 5:12) Dɛn na Yehowa yɛɛ wɔ ho? Ɛhɔ ara na ɔkaa ɔkwan a ɔbɛfa so agye nnipa. (Gen. 3:15) Yehowa yɛɛ sɛ ɔde ne ba no bɛma sɛ agyede na ama wɔatumi agye Adam ne Hawa mma afi bɔne ne owu mu. Nea ɔyɛe no ma ɛyɛɛ yiye sɛ nnipa biara besi gyinae sɛ ɔbɛsom no na wanya daa nkwa. (Yoh. 3:16; 1 Kor. 15:21, 22) Yehowa nam ne Ba no so benyan nnipa ɔpepem pii. Yebetumi ahwɛ kwan sɛ wɔrennyan wɔn nyinaa mmom. Adɛn ntia? Efisɛ wonyan nnipa pii ba asase so prɛko pɛ saa a, ɛbɛma nneɛma ayɛ basaa. Yehowa nso de, ɔnyɛ nneɛma basabasa saa. Onim sɛ, sɛ asomdwoe bɛtena hɔ a, gye sɛ ɔtoto nneɛma yiye.—1 Kor. 14:33. w20.08 14 ¶3; 15 ¶5
Memeneda, February 12
Hwɛ wo ho so yiye bere nyinaa, na ma w’ani nku wo nkyerɛkyerɛ ho daa.—1 Tim. 4:16.
Ɛsɛ sɛ osuani no hu sɛ nea enti a yɛne no resua Bible ne sɛ yɛbɛboa no na waba abɛyɛ Yehowa Danseni. Sɛ Bible suani bi pɛ sɛ ɔbɔ asu a, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ansa na watumi ayɛ saa. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ osuani no hu Yehowa na ɔdɔ no na onya ne mu gyidi. (Yoh. 3:16; 17:3) Afei osuani no ne Yehowa bɛfa adamfo na ɔde ne ho abɔ asafo no. (Heb. 10:24, 25; Yak. 4:8) Nea edi hɔ no, ɛsɛ sɛ osuani no nu ne ho wɔ ne bɔne ho na ogyae saa nneɛma bɔne no yɛ. (Aso. 3:19) Afei nso nokware no a wabegye adi no, ɛsɛ sɛ ɔka ho asɛm kyerɛ afoforo. (2 Kor. 4:13) Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ ohyira ne ho so ma Yehowa na ɔbɔ asu de kyerɛ sɛ wahyira ne ho so. (1 Pet. 3:21; 4:2) Ɛda a osuani no bɛbɔ asu no, ɛyɛ anigye da ma obiara! Bere biara a osuani no bɛyɛ nneɛma a ehia sɛ ɔyɛ na ama watumi abɔ asu no mu biara no, yi wo yam kamfo no na hyɛ no nkuran ma ɔnkɔ so nyɛ saa. w20.10 18 ¶12-13
Kwasida, February 13
Sɛ ɛnan ka sɛ: “Menyɛ nsa nti menka nipadua no ho” a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛnka nipadua no ho.—1 Kor. 12:15.
Sɛ wode wo ho toto anuanom a wɔwɔ asafo no mu ho a, ebetumi ama woate nka sɛ wo ho nhia wɔ asafo no mu. Ebinom a wɔwɔ asafo no mu tumi kyerɛkyerɛ paa, wɔtoto nneɛma yiye, anaa wotumi kyekye afoforo werɛ hyɛ wɔn nkuran. Ebia wobɛte nka sɛ wommɔ mmɔden te sɛ wɔn. Wei kyerɛ sɛ wobrɛ wo ho ase paa. (Filip. 2:3) Nanso yɛ ahwɛyiye. Sɛ daa wode wo ho toto wɔn a wɔbɔ mmɔden wɔ nneɛma bi mu sen wo ho a, w’abam bebu. Sɛnea ɔsomafo Paul kae no, ebetumi ama woate nka sɛ wo ho nhia koraa wɔ asafo no mu. Yehowa maa tete Kristofo no bi nyaa honhom kronkron akyɛde ahorow no, nanso wɔn nyinaa annya akyɛde koro. (1 Kor. 12:4-11) Nanso na Kristoni biara som bo ma no. Ɛnnɛ, yenni honhom kronkron akyɛde ahorow no, nanso nnyinasosɛm a ɛwom no nsesae. Ɛne sɛ, ɛsono ɔdom akyɛde a yɛn mu biara wɔ, nanso yɛn nyinaa som bo ma Yehowa. w20.08 23 ¶13-15
Dwoda, February 14
Yehowa wɔ m’afã; merensuro.—Dw. 118:6.
Sɛ wobɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo akokoduru a, obebua wo mpae no na ɔrennyaw wo da. (Aso. 4:29, 31) Bere biara a wubehia ne mmoa no, ɔbɛboa wo. Wo de hwɛ, waboa wo ama woagyina wo haw ahorow ano, na waboa wo ama woayɛ nsakrae pii wɔ w’asetenam. Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa a odii ne nkurɔfo anim faa po kɔkɔɔ no mu no betumi aboa wo ama woabɛyɛ Kristo suani. (Ex. 14:13) Ná odwontofo no wɔ Yehowa mu gyidi, enti na ɔkaa asɛm a yɛresusuw ho nnɛ yi. Wo nso wubetumi anya Yehowa mu gyidi saa ara. Wɔn a wɔafi asɛnka ase foforo no nso, Yehowa betumi aboa wɔn ama wɔanya akokoduru. Yɛnhwɛ onuawa bi a wɔfrɛ no Tomoyo. Ɛda a edi kan a ɔkɔɔ afie afie asɛnka no, onipa a odii kan hyiaa no no teɛteɛɛm guu no so sɛ: “Mempɛ sɛ mehu Yehowa Danseni biara wɔ ha!” Ɛnna ɔkaa pon no hwee mu bam. Tomoyo ammɔ hu, mmom ɔka kyerɛɛ onuawa a ɔne no nam no sɛ: “Wotee nea ɔkae no? Mammue m’ano mpo; wahu sɛ meyɛ Yehowa Danseni. Ɛyɛ me dɛ paa.” Seesei Tomoyo yɛ daa kwampaefo. w20.09 6 ¶13-14
Benada, February 15
Asa yɛɛ nea eye na ɛteɛ wɔ ne Nyankopɔn Yehowa ani so.—2 Be. 14:2.
Asa ka kyerɛɛ ɔmanfo no sɛ, Yehowa na ‘wama wɔanya ɔhome afã nyinaa ahyia.’ (2 Be. 14:6, 7) Asa annya adwene sɛ bere a na wɔwɔ asomdwoe no yɛ bere a ɛsɛ sɛ ɔde dwudwo ne ho. Mmom no, ɔkyekyee nkurow, ɔtoo afasu ne aban, na ɔyeyɛɛ apon akɛse too ano. Ɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Asase no da hɔ ma yɛn.” Asɛm a Asa kae yi kyerɛ sɛn? Ná ɔrepɛ akyerɛ sɛ ɔmanfo no betumi adi akɔneaba wɔ asase a na Onyankopɔn de ama wɔn no so, asisi wɔn adan a atamfo biara rentow nhyɛ wɔn so. Ɔhyɛɛ ɔmanfo no nkuran sɛ, saa bere a na wɔwɔ asomdwoe no, wɔnyɛ nneɛma a ɛso bɛba wɔn mfaso. Bere a asomdwoe wɔ hɔ no, Asa de hokwan no totoo nneɛma yiye de hyɛɛ adwuma a na n’asraafo no reyɛ no mu den. (2 Be. 14:8) Nea ɔyɛe yi kyerɛ sɛ na onni Yehowa mu gyidi anaa? Ɛnte saa koraa. Ná Asa nim sɛ ɔno na ɔyɛ ɔhene, na ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔboa ɔman no ma wosiesie wɔn ho ma ɔhaw a wobetumi ahyia daakye. Ná Asa nim sɛ asomdwoe a Yuda man no wɔ no, ebia ɛrentena hɔ daa, na saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae. w20.09 15 ¶4-5
Wukuda, February 16
Monnyɛ ade nntra nea wɔakyerɛw no.—1 Kor. 4:6.
Asafo mu panyin bi wɔ hɔ a, esiane sɛ anuanom da ne koma so nti, ebia ɔbɛka sɛ obetumi ahyehyɛ mmara a ɔhwɛ a ɛbɛboa Onyankopɔn nguan no. Nanso adwuma a asafo mu mpanyimfo yɛ ne nea mmusua ti yɛ no, nsonsonoe kɛse wom. Ebi ne sɛ, mpanyimfo no na Yehowa de ahyɛ wɔn nsa sɛ wommu atɛn, na wɔn ara nso na ɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ obi yɛ bɔne na wannu ne ho a, wontu no mfi asafo no mu. (1 Kor. 5:11-13) Mmusua ti nso ɛ? Yehowa ama wɔn tumi bi a asafo mu mpanyimfo nni bi. Ebi ne sɛ, wama mmusua ti tumi sɛ wɔnhyehyɛ mmara mma wɔn mmusua, na wɔnhwɛ sɛ ɛbɛyɛ adwuma. (Rom. 7:2) Wei ho nhwɛso ne sɛ, abusua ti biara wɔ tumi sɛ ɔkyerɛ bere a ɛsɛ sɛ ne mma ba fie na ade ansa wɔn abɔnten. Sɛ mmofra no bu saa mmara no so a, abusua ti no wɔ tumi sɛ ɔtwe wɔn aso. (Efe. 6:1) Ne nyinaa mu no, abusua ti a ɔdɔ n’abusua no, odi kan bisa ne yere adwene ansa na wahyehyɛ mmara wɔ fie, efisɛ wɔn baanu yɛ “ɔhonam koro.”—Mat. 19:6. w21.02 16-18 ¶10-13
Yawda, February 17
[Nyansa som] bo sen ɛpo mu abohene, na ade a w’ani gye ho biara ne no nsɛ.—Mmeb. 3:15.
Ade baako nti a nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no som bo ne sɛ, nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase na “wɔpɛ daa nkwa” nkutoo na Yehowa yi no adi kyerɛ wɔn. (Aso. 13:48) Saa nnipa yi gye tom sɛ, ɛnnɛ Yehowa nam akoa nokwafo no so na ɔma yehu nokware no. (Mat. 11:25; 24:45) Sɛ obi ammoa yɛn a, yɛrentumi nhu nokware a ɛwɔ Bible mu no, na biribiara nni hɔ a ɛsom bo sen nokware no. (Mmeb. 3:13) Ade foforo a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa ne sɛ, yɛbɛkyerɛkyerɛ afoforo ne ho nokwasɛm ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ. (Mat. 24:14) Asɛm a yɛka no som bo efisɛ ɛboa nkurɔfo ma wɔbɛka Yehowa abusua ho, na ɛma wonya anidaso sɛ wobenya daa nkwa. (1 Tim. 4: 16) Sɛ yetumi yɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu oo, sɛ kakraa bi na yetumi yɛ oo, yɛreboa ama wɔayɛ adwuma a ɛho hia sen adwuma biara saa bere yi. (1 Tim. 2:3, 4) Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛne Onyankopɔn abom reyɛ adwuma!—1 Kor. 3:9. w20.09 26-27 ¶4-5
Fida, February 18
Yehuu anuanom wɔ hɔ, na wɔsrɛɛ yɛn sɛ yɛntena wɔn nkyɛn.—Aso. 28:14.
Bere a ɔsomafo Paul retu kwan akɔ Roma no, Yehowa faa ne nuanom Kristofo so boaa no mpɛn pii. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Paul nnamfo anokwafo mmienu, Aristarko ne Luka sii gyinae sɛ wɔbɛka ne ho ne no atu kwan akɔ Roma. Bible nka sɛ Yesu ka kyerɛɛ Aristarko ne Luka sɛ wɔbɛkɔ akodu Roma asomdwoe mu. Nanso wɔde wɔn nkwa too asiane mu ne Paul kɔe. Afei ahum kɛse bi tui wɔ po no so. Ɛyɛ saa bere no na Paul ma wohui sɛ wɔbɛkɔ akodu asomdwoe mu. Bere a woduu Sidon kuro a ɛda mpoano no, Yulio maa Paul kwan sɛ “ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn ma wɔnhwɛ no.” (Aso. 27:1-3) Ɛno akyi no, bere a woduu Puteoli no, Paul ne wɔn a wɔka ne ho no ‘huu anuanom wɔ hɔ, na wɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔntena wɔn kyɛn nnanson.’ Bere a Kristofo a wɔwɔ saa mmeae no hwɛɛ Paul ne wɔn a wɔka ne ho no, Paul nso kaa osuahu a ɛhyɛ nkuran kyerɛɛ wɔn, na yebetumi aka sɛ ɛmaa wɔn ani gyei.—Fa toto Asomafo Nnwuma 15:2, 3 ho. w20.11 15-16 ¶15-17
Memeneda, February 19
‘Onyamesom pa boa yɛn wɔ asetena mu nnɛ, na ɛbɛboa yɛn wɔ nkwa a ɛbɛba daakye no nso mu.’—1 Tim. 4:8.
Awofo, momfa mo kasa ne mo nneyɛe mma mo mma nhu sɛ modɔ Yehowa paa. Kae sɛ akyɛde a ɛsen biara a wubetumi de ama wo mma ne sɛ wobɛboa wɔn ama wɔadɔ Yehowa. Ade baako a ɛho hia paa a wubetumi akyerɛ wo mma ne sɛ wobɛboa wɔn ama wɔahu sɛnea wobesua Bible daa, wɔbɛbɔ mpae, wɔbɛkɔ asafo nhyiam, na wɔakɔ asɛnka. (1 Tim. 6:6) Ɛwom, ɛsɛ sɛ wode honam fam nneɛma a wo mma hia nso ma wɔn. (1 Tim. 5:8) Nanso kae sɛ, sɛ wiase bɔne yi kɔ awiei a, ɛnyɛ sika anaa agyapade na ebegye wo mma nkwa ama wɔakɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu, na mmom ɛyɛ sɛnea wɔne Yehowa ntam te. (Hes. 7:19) Sɛ yehu sɛ awofo pii a wɔyɛ Kristofo resisi gyinae pa a ɛbɛboa wɔn mma ama wɔabɛn Yehowa a, ɛka yɛn koma paa! Mmofra a wɔn awofo de saa nneɛma pa yi dua wɔn mu no, wonyin a wonnyae na wɔrennu wɔn ho nso da!—Mmeb. 10:22. w20.10 28-29 ¶10-11
Kwasida, February 20
Eyi remma wo so da.—Mat. 16:22.
Ɛtɔ da a, na ɔsomafo Petro yɛ nneɛma bi anaa ɔka nsɛm bi ma akyiri yi onu ne ho. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ obehu amane na wɔakum no no, Petro de asɛm a yɛresusuw ho nnɛ no kaa Yesu anim. (Mat. 16:21-23) Ɛhɔ ara Yesu teɛɛ Petro so. Bere a nnipadɔm bi baa Yesu so sɛ wɔrebɛkye no no, Petro peree ne ho twee sekan twaa ɔsɔfo panyin no akoa aso. (Yoh. 18:10, 11) Ɛha yi nso, Yesu teɛɛ Petro so. Afei nso Petro hoahoaa ne ho kae sɛ, sɛ nea ɛbɛto Kristo no bɛto asomafo no nyinaa hintidua a, ɔno de ɛrento no hintidua da! (Mat. 26:33) Sɛnea na Petro gye ne ho di no, na ɛnyɛ saa na nneɛma te koraa. Onipa ho suro nti, oyii ne Wura mae mprɛnsa. Ɛbaa saa no, Petro abam bui, ma “ofii adi kosui pii.” (Mat. 26:69-75) Ɛbɛyɛ sɛ obisaa ne ho sɛ, enti Yesu de ne bɔne bɛkyɛ no ni? Nanso Petro abam bui no, wamma nneɛma anhyɛ no so ma wannyae Yehowa som. Mfomso a odii nyinaa akyi no, wannyae Yehowa som na wantew ne ho amfi asomafo a aka no nso ho.—Yoh. 21:1-3; Aso. 1:15, 16. w20.12 20 ¶17-18
Dwoda, February 21
‘Okununom, monkɔ so ne wɔn ntena wɔ nimdeɛ mu. Munni mmea no ni sɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw sen mo.’—1 Pet. 3:7.
Nneɛma bebree na abusua ti betumi ayɛ de akyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Ebi ne sɛ, ɔnhwɛ kwan sɛ ne yere ne ne mma bɛyɛ wɔn biribiara pɛpɛɛpɛ. Sɛ ne yere ne ne mma rekyerɛ wɔn adwene wɔ biribi ho na ɔne wɔn nyɛ adwene mpo a, ɔyɛ aso tie wɔn. Bio nso, ɔbarima a ɔbrɛ ne ho ase no, ɔyɛ fie adwuma. Baabi a ɔte no, sɛ wobu saa adwuma no sɛ mmea adwuma mpo a, ɛnhaw no sɛ ɔbɛyɛ. Nanso, ebetumi ayɛ den ama no. Adɛn ntia? Yɛn nuabea bi a wɔfrɛ no Rachel kaa sɛ: “Me kurom de, sɛ ɔbarima boa ne yere ma ɔhohoro nkuku mu anaa osiesie fie a, mpɔtam hɔfo ne n’abusuafo bɛka sɛ ‘ɔnyɛ ɔbarima koraa.’ Wɔbɛka sɛ ne yere afa no so.” Baabi a wote no, sɛ saa na nnipa pii adwene yɛ wɔn a, kae sɛ Yesu hohoroo n’asuafo nan ho, na kae sɛ saa adwuma no, na nkurɔfo bu no sɛ nkoa adwuma. Abusua ti a ɔyɛ n’adwuma yiye biara, ɛnyɛ nea ehia no ne sɛ nkurɔfo behu sɛ ɔwɔ tumi, mmom nea ehia no ne sɛ ɔbɛma ne yere ne ne mma ani agye. w21.02 2 ¶3; 4 ¶11
Benada, February 22
Nea meyɛ ne sɛ, mema me werɛ fi nneɛma a ɛwɔ akyi no, na meyere me ho du nneɛma a ɛwɔ m’anim no ho. Mebɔ mmɔden sɛ medu botae no ho.—Filip. 3:13, 14.
Sɛnea yetumi kae nneɛma pa a asisi wɔ yɛn asetenam no yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ; nanso ɛmfa ho sɛnea na nneɛma kɔ yiye ma yɛn bere bi a atwam no, yɛrentumi mfa ntoto asetena pa a daakye yebenya wɔ wiase foforo no mu no ho. Afoforo betumi ayɛ ade ama ayɛ yɛn yaw, nanso sɛ yɛde wɔn bɔne kyɛ wɔn a ɛma yɛde yɛn adwene si Yehowa som so. Sɛ yebu yɛn ho fɔ tra so a, ɛremma yɛmfa anigye nsom Yehowa. Enti momma yensuasua ɔsomafo Paul na yennye ntom sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn. (1 Tim. 1:12-15) Yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa. Onyankopɔn wiase foforo no mu no, nneɛma a ɛma yedii awerɛhow wɔ yɛn asetenam no ho adwinnwen renhyɛ yɛn so. Bible ka saa bere no ho asɛm sɛ: “Wɔrenkae kan nneɛma no bio.” (Yes. 65:17) Wo de susuw ho hwɛ: Yehowa asomfo binom mfe akɔ anim nanso wɔbɛsan ayɛ mmerante ne mmabaa wɔ wiase foforo no mu. (Hiob 33:25) Enti momma yensi yɛn bo sɛ yɛremfa yɛn adwene nsi nneɛma a atwam no so dodo. Mmom, yɛpɛ sɛ yɛde yɛn adwene si wiase foforo no so na yɛyɛ nea yebetumi biara seesei na yɛatumi adu hɔ! w20.11 24 ¶4; 29 ¶18-19
Wukuda, February 23
‘Mihuu nnipakuw kɛse bi. Na wɔde nne kɛse kɔ so teɛm sɛ: “Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn ne Oguammaa no hɔ.”’—Adi. 7:9, 10.
Dɛn na ebesi daakye? Ahohiahia kɛse no ba a, Yehowa bɛfa anwonwakwan so agye yɛn afi nneɛma mmienu bi mu. Nea edi kan, sɛ ɔma asaase so ahemfo sɛe Babilon Kɛse anaa atoro som ahemman no a, obegye n’asomfo anokwafo. (Adi. 17:16-18; 18:2, 4) Nea edi hɔ ne sɛ, sɛ Harmagedon du na sɛ ɔreyi Satan wiase no fã a aka no afi hɔ a, obegye ne nkurɔfo. (Adi. 16:14, 16) Sɛ yɛkɔ so bata Yehowa ho na sɛ Satan di yɛn ani sɛ dɛn mpo a, ɛrentena hɔ afebɔɔ. Ɔno mmom na wobeyi no afi hɔ afebɔɔ. (Rom. 16:20) Enti fa akode no nyinaa hyehyɛ wo ho; hwɛ sɛ ɛhyɛ wo bere nyinaa! Ɔko no nyɛ wo nko ara wo ko, enti ma afoforo mmoa wo. Boa wo nuanom, na nea Yehowa bɛka no, tie. Woyɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ w’Agya a ɔwɔ soro a ɔdɔ wo no bɛhyɛ wo den na wabɔ wo ho ban.—Yes. 41:10. w21.03 30 ¶16-17
Yawda, February 24
Sɛ mode mo ho to me so na mo koma antu a, mubenya ahoɔden.—Yes. 30:15.
Bere bɛn na yebetumi akyerɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so? Sɛ yɛyɛ nea Yehowa ka no a. Nsɛm pii wɔ Bible mu a, ɛma yehu sɛ ɛho hia sɛ yɛtena ase komm na yɛde yɛn ho to Yehowa so. Sɛ worekenkan saa nsɛm no a, hwɛ nea ɛboaa Onyankopɔn asomfo maa wɔtenaa ase komm bere a nkurɔfo tan wɔn ani yayaayaw no. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Yudafo asɛnnibea kɛse no ka kyerɛɛ asomafo no denneennen sɛ wonnyae asɛmpa no ka no, wɔammɔ hu koraa. Mmom wɔde akokoduru kaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.” (Aso. 5:29) Bere a wɔbɔɔ asomafo no mmaa mpo, anhunahuna wɔn. Adɛn ntia? Efisɛ na wonim sɛ Yehowa taa wɔn akyi, na ogye wɔn tom. Wei nti wɔkɔɔ so kaa asɛmpa no. (Aso. 5:40-42) Osuani Stefano nso, bere a wɔrebekum no mpo, ɔyɛɛ komm te sɛ nea hwee nhaw no, na na “n’anim te sɛ ɔbɔfo anim.” (Aso. 6:12-15) Adɛn ntia? Efisɛ na ogye di paa sɛ Yehowa gye no tom. w21.01 4 ¶10-11
Fida, February 25
Wɔahoro wɔn ntaade na wɔama ayɛ fitaa wɔ Oguammaa no mogya mu.—Adi. 7:14.
Wei kyerɛ sɛ wɔwɔ ahonim pa, na Yehowa gye wɔn tom. (Yes. 1:18) Wɔyɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so abɔ asu, na wɔwɔ Yesu afɔrebɔ no mu gyidi kɛse, na wɔne Yehowa wɔ ayɔnkofa. (Yoh. 3:36; 1 Pet. 3:21) Enti wɔfata sɛ wogyina Onyankopɔn ahengua anim na “wɔsom no awia ne anadwo” wɔ ne honhom fam asɔrefie no adiwo hɔ wɔ asase so. (Adi. 7:15) Ɛnnɛ mpo, Ahenni no a wɔrebɔ no dawuru ne asuafoyɛ adwuma no, nnipakuw kɛse no de nsi ne ahokeka reyɛ ne kɛse paa, efisɛ Onyankopɔn Ahenni no hia wɔn sen biribiara. (Mat. 6:33; 24:14; 28:19, 20) Nnipakuw kɛse a wobenya nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu no wɔ awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛkɔ so ara ahwɛ wɔn, efisɛ “Nea ɔte ahengua no so no bɛtrɛw ne ntamadan mu wɔ wɔn so.” Bɔhyɛ a nguan foforo no ahwɛ kwan bere tenten sɛ ɛbɛbam no, afei de ɛbɛbam ama wɔahu. Ɛne sɛ: “[Onyankopɔn bɛpopa] wɔn aniwam nusu nyinaa.”—Adi. 21:3, 4. w21.01 16 ¶9-10
Memeneda, February 26
Mehwie me honhom no bi agu ɔhonam ahorow nyinaa so, na mo mma mmarima ne mo mma mmea bɛhyehyɛ nkɔm.—Aso. 2:17.
Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛka Yehowa nkurɔfo ho, na yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya obu ama tiyɛ nhyehyɛe a Yehowa ayɛ no. Bible ma yehu sɛ Yehowa bu mmea ne mmarima nyinaa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Bible ma yehu sɛ asomafo no bere so no, Yehowa de ne honhom kronkron maa mmarima ne mmea nyinaa ma wɔyɛɛ anwonwade. Nea wɔyɛe no bi ne sɛ wɔkaa kasa horow. (Aso. 2:1-4, 15-18) Wɔn a wɔde honhom kronkron asra wɔn a wɔne Kristo bedi hene daakye no, mmea ne mmarima nyinaa ka ho. (Gal. 3:26-29) Afei nso, daa nkwa a Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ nnipa benya wɔ asase so no, mmea ne mmarima nyinaa ka ho. (Adi. 7:9, 10, 13-15) Asɛmpaka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no nso, mmea ne mmarima nyinaa na wɔde ahyɛ wɔn nsa. (Mat. 28:19, 20) Bible nhoma a ɛne Asomafo Nnwuma no hyɛ da ka ɔbea bi a wɔfrɛ no Priskila ho asɛm. Ɔne ne kunu Akwila boom kyerɛkyerɛɛ Bible no mu yiye kyerɛɛ ɔbarima bi a na onim nhoma paa a ne din de Apolo.—Aso. 18:24-26. w21.02 14 ¶1, 4
Kwasida, February 27
Momma mo ani mmra mo ho ne nguankuw no nyinaa so . . . Monhwɛ Onyankopɔn asafo . . . no so yiye.—Aso. 20:28.
Asafo mu mpanyimfo, ɛyɛ mo asɛde sɛ moboa adawurubɔfo ma wotu mpɔn wɔ asɛnka mu na wɔkyerɛkyerɛ yiye. Wei yɛ adwuma kɛse. Sɛ wo ne ɔdawurubɔfo bi nam asɛnka mu na wuhu sɛ ɔfɛre sɛ ɔbɛyɛ Bible adesua wɔ w’anim a, wubetumi aka akyerɛ no sɛ wobɛyɛ ama no. Asafo mu mpanyimfo betumi afa akwan pii so ahyɛ adawurubɔfo nkuran. (1 Tes. 5:11) Sɛ yenni obi a yɛne no sua Bible mpo a, yebetumi aboa afoforo ama wɔanya nkɔso. Sɛ obi reyɛ Bible adesua na yɛte mu bi a, yebetumi aka nsɛm a yɛahyɛ da adwen ho de aboa nea ɔreyɛ adesua no, nanso yɛrennye adesua no mmɔ so. Sɛ Bible suani ba Ahenni Asa so a, yebetumi afa no adamfo, na yɛayɛ nhwɛso pa ama wasuasua. Asafo mu mpanyimfo nso, sɛ wonya bere ma Bible asuafo a, ɛbɛhyɛ asuafo no nkuran. Afei nso, sɛ wɔtete adawurubɔfo na wɔkamfo wɔn a, ɛbɛhyɛ wɔn den. Wo de, hwɛ sɛ woayɛ biribi de aboa obi ama wabɛdɔ yɛn Agya Yehowa na wasom no. Anigye a wubenya de, yɛnka! w21.03 13 ¶18-19
Dwoda, February 28
Wɔn a wosuro Yehowa na wɔyɛ ne nnamfo paa.—Dw. 25:14.
Dawid abrabɔ mu no, na n’ani da fam na na ɔmfa n’adwuma nni agorɔ. Wo de hwɛ, bere a na ɔyɛ aberante no, ɔyeree ne ho hwɛɛ ne papa nguan. Ná adwuma no yɛ hu. Akyiri yi, Dawid kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Ɔhene Saul sɛ: “Ná w’akoa rehwɛ ne papa nguan, na gyata bɛkyeree oguammaa fii nguankuw no mu, na sisi nso bɛkyeree bi. Na mitiw no kɔbɔɔ no, na miyii no fii n’anom.” (1 Sam. 17:34, 35) Ná Dawid te nka sɛ nguan no hyɛ ne nsa, na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn yiye. Mmerante betumi asuasua Dawid, na wɔayɛ adwuma biara a wɔde bɛma wɔn no yiye. Bere a na Dawid yɛ aberante no, ɔne Yehowa faa adamfo denneennen. Ɛnyɛ Dawid akokoduru anaa sɛnea na onim sankubɔ no na na ehia. Mmom nea na ehia paa ne ayɔnkofa a na ɛwɔ ɔne Yehowa ntam no. Ná Yehowa yɛ Dawid Nyankopɔn, na na ɔsan yɛ n’Adamfo, na ɔyɛ n’Adamfo paa. Anuanom mmerante, ade a ɛho hia paa a mubetumi ayɛ ne sɛ mo ne mo Agya a ɔwɔ soro no bɛfa adamfo denneennen. w21.03 3 ¶4-5