Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es22 kr. 26-36
  • March

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • March
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • Benada, March 1
  • Wukuda, March 2
  • Yawda, March 3
  • Fida, March 4
  • Memeneda, March 5
  • Kwasida, March 6
  • Dwoda, March 7
  • Benada, March 8
  • Wukuda, March 9
  • Yawda, March 10
  • Fida, March 11
  • Memeneda, March 12
  • Kwasida, March 13
  • Dwoda, March 14
  • Benada, March 15
  • Wukuda, March 16
  • Yawda, March 17
  • Fida, March 18
  • Memeneda, March 19
  • Kwasida, March 20
  • Dwoda, March 21
  • Benada, March 22
  • Wukuda, March 23
  • Yawda, March 24
  • Fida, March 25
  • Memeneda, March 26
  • Kwasida, March 27
  • Dwoda, March 28
  • Benada, March 29
  • Wukuda, March 30
  • Yawda, March 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2022
es22 kr. 26-36

March

Benada, March 1

Anigye ne mo, bere biara a nnipa bɛtan mo.—Luka 6:22.

Ɛnyɛ nea yɛpɛ ne sɛ nkurɔfo bɛtan yɛn. Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, ɛnyɛ yɛn dɛ. Ɛnde, adɛn nti na sɛ nkurɔfo tan yɛn a, yɛn ani betumi agye? Momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa nti a ɛte saa. Nea edi kan, sɛ nkurɔfo tan yɛn na yetumi gyina ano a, ɛma Onyankopɔn ani gye. (1 Pet. 4:13, 14) Nea ɛto so mmienu, ɛma yɛn gyidi di mu, na ɛyɛ den. (1 Pet. 1:7) Nea ɛto so mmiɛnsa, yebenya akatua a ɛkyɛn so a ɛne daa nkwa. (Rom. 2:6, 7)Yesu wusɔre akyi no, ankyɛ na asomafo no nyaa anigye a ɔkaa ho asɛm no bi. Bere a wɔhwee wɔn na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonnyae asɛmpa no ka no, wɔn ani gyei. Adɛn ntia? “Efisɛ wɔabu wɔn sɛ [Yesu] din nti wɔfata sɛ wogu wɔn anim ase.” (Aso. 5:40-42) Wɔn atamfo tan wɔn ani, nanso esiane sɛ na wɔdɔ wɔn Wura no paa nti, wɔansuro wɔn. Nea wɔde kyerɛɛ wɔn dɔ ne sɛ, wɔkɔɔ so kaa asɛmpa no a “wɔannyae.” Ɛnnɛ nso, yɛn nuanom pii nam amanehunu mu, nanso wɔkɔ so de nokwaredi som Yehowa. Wonim sɛ Yehowa werɛ remfi wɔn adwuma ne ɔdɔ a wɔda no adi wɔ ne din ho no. w21.03 25 ¶18-19

Wukuda, March 2

Ɔde bere a enni awiei mpo ahyɛ wɔn komam.—Ɔsɛnk. 3:11.

Kristofo a wɔasra wɔn no, wɔmfa ɔsoro anidaso no nwo wɔn. Onyankopɔn na ɔde ɔsoro anidaso no dua wɔn komam. Wodwen wɔn anidaso no ho, wɔbɔ ho mpae, na wɔhwɛ kwan denneennen sɛ wobenya wɔn akatua wɔ soro. Honhom nipadua a wobenya daakye no, wonnim sɛnea ɛbɛyɛ. (Filip. 3:20, 21; 1 Yoh. 3:2) Nanso wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ ɔsoro Ahenni no mu. Nguan foforo no hwɛ kwan sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asase so sɛnea onipa biara hwɛ kwan no. Wɔrehwɛ kwan sɛ daakye wɔbɛboa ama wɔadan asase nyinaa paradise. Wɔn ani da so paa sɛ, ɛda bi bɛba a obiara besi ne dan, obiara bɛyɛ n’afuw, na wɔne wɔn mma nyinaa anya apɔwmuden a ewie pɛyɛ. (Yes. 65:21-23) Wɔrehwɛ kwan sɛ wobetutu akwan akyinkyin asase so baabiara, na wɔakɔhwɛ mmepɔw, kwae, ne ɛpo, na wɔasua nneɛma pii a Yehowa abɔ no ho ade. Nea ɛma wɔn ani gye koraa ne sɛ, wɔne Yehowa ayɔnkofa mu bɛkɔ so ayɛ den bere nyinaa. w21.01 18-19 ¶17-18

Yawda, March 3

‘Ɔhyew nokware Nyankopɔn fi no, na emu nneɛma a ɛsom bo nyinaa nso, ɔsɛee no pasaa.’—2 Be. 36:19.

Bere a Babilonfo no sɛee asase no wiei no, nea nkurɔfo tumi kae ara ne sɛ: “Adan amamfõ na onipa ne aboa bi nni so, na wɔde ahyɛ Kaldeafo nsa.” (Yer. 32:43) Yoel hyɛɛ nkɔm no, bɛyɛ mfe 200 akyi na Yehowa maa Yeremia hyɛɛ nkɔm foforo faa saa ɔsɛe a na ɛbɛba Yerusalem so no ho. Ɔkaa sɛ wɔbɛhwehwɛ Israelfo a wɔyɛ nneɛma bɔne no wɔ baabiara na wɔakyere wɔn. Bible ka sɛ: “‘Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofo pii aba,’ Yehowa asɛm ni, ‘na wɔakoyi wɔn, na eyi akyi no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfo pii aba na wɔakɔhwehwɛ wɔn wɔ mmepɔw nyinaa so ne nkoko nyinaa so ne abotan ntokuru mu. . . . Medi kan atua wɔn bɔne ne wɔn amumɔyɛ nyinaa so ka.’” Ɛpo anaa kwae mpo rentumi nnye Israelfo a wɔkɔ so yɛ nneɛma bɔne no mfi Babilon asraafo no nsam.—Yer. 16:16, 18. w20.04 5 ¶12-13

Fida, March 4

‘Lot twentwɛn ne nan ase.’—Gen. 19:16.

Bere a na ɛho hia paa sɛ Lot tie Yehowa akwankyerɛ no, saa bere no mmom na ɔtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛyɛ saa. Ebia yebenya adwene sɛ, asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Lot no, na ɛmfa ne ho anaa mpo ɔyɛɛ asoɔden. Nanso, Yehowa annyae Lot akyi di. “Yehowa mmɔborɔhunu nti,” abɔfo no susoo Lot ne n’abusua nsa de wɔn pue kɔɔ kurow no akyi. (Gen 19:15, 16) Nneɛma bi nti na ɛbɛyɛ sɛ Yehowa huu Lot mmɔbɔ anaa onyaa ayamhyehye maa no. Ɛbɛyɛ sɛ na Lot suro nkurɔfo a wɔwɔ kurow no akyi, ɛno nti na na ɔmpɛ sɛ ofi ne fie no. Ná nneɛma foforo wɔ hɔ a ebetumi de wɔn nkwa ato asiane mu. Ná ahemfo mmienu bi akɔhwe amena a kootaa taataa mu wɔ bɔn bi a ɛbɛn hɔ mu; ɛbɛyɛ sɛ na Lot nim saa asɛm yi. (Gen. 14:8-12) Esiane sɛ na Lot wɔ yere ne mma nti, ɛbɛyɛ sɛ na ɔredwen wɔn ho paa. Afei nso, na Lot yɛ sikani, enti ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ fie papa bi wɔ Sodom. (Gen. 13:5, 6) Ɛwom, yɛrentumi nka sɛ weinom nti sɛ Lot twentwɛn ne nan ase sɛ obetie Yehowa a, edi sɛ ɔyɛɛ saa. Nanso Yehowa amfa n’adwene ansi Lot mfomso so, mmom obuu no sɛ “ɔtreneeni.”—2 Pet. 2:7, 8. w20.04 18 ¶13-14

Memeneda, March 5

‘Mmerante a wɔyɛ asafodɔm bɛyɛ te sɛ ahemanakye bosu.’—Dw. 110:3.

Mmerante, nnipa a wonim wo fi wo mmofraase no, ebia ebegye bere na wɔahu sɛ seesei de woanyin. Yehowa de, sɛnea wote wɔ nnipa ani so no, nya awerɛhyem sɛ ɛnyɛ saa na ohu wo. Onim wo yiye na onim nea wubetumi ayɛ nso. (1 Sam. 16:7) Enti hyɛ wo ne Onyankopɔn ayɔnkofa no mu den. Nea ɛmaa Dawid ne Onyankopɔn faa adamfo denneennen ne sɛ, ɔtɔɔ ne bo ase hwɛɛ nneɛma a Yehowa abɔ. Dawid dwinnwen nneɛma a Onyankopɔn abɔ no ho kɔɔ akyiri, na wei ma osuaa nneɛma pii faa Ɔbɔadeɛ no ho. (Dw. 8:3, 4; 139:14; Rom. 1:20) Ade foforo a wubetumi ayɛ ne sɛ wobɛsrɛ Yehowa sɛ ɔnhyɛ wo den. Yɛnhwɛ nhwɛso yi. Esiane sɛ woyɛ Yehowa Danseni nti, ɛyɛ a wo sukuufo no bi serew wo anaa? Sɛ saa a, ɛnde bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo na woatumi agyina saa ɔhaw yi ano. Afei nso, afotu a wunya fi n’Asɛm mu, ne asafo nhoma ne video ahorow mu no, fa yɛ adwuma. Bere biara a wubehu sɛ Yehowa aboa wo ama woafa ɔhaw bi mu no, wubenya ne mu awerɛhyem kɛse. Bio nso sɛ asafo no mufo hu sɛ wode wo ho to Yehowa so a, ɛbɛma wɔanya wo mu awerɛhyem. w21.03 4 ¶7

Kwasida, March 6

Atreneefo mpaebɔ de, [Yehowa] ani gye ho.—Mmeb. 15:8.

Sɛ obi ne obi fa adamfo a, wɔn mu biara ani gye ho sɛ ɔbɛka ne tirim ne ne komam asɛm akyerɛ ne yɔnko. Saa ara na yɛne Yehowa adamfofa no te. Yehowa nam n’Asɛm no so kasa kyerɛ yɛn, na ɔma yehu n’adwene ne sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho. Yɛn nso, ɔkwan a yɛfa so ne Yehowa kasa ne sɛ yɛbɛbɔ no mpae. Yebetumi aka nea ɛwɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu tɔnn akyerɛ no. Yehowa yɛ yɛn Adamfo na ɔdɔ yɛn, enti ɛnyɛ tie nko na otie yɛn na mmom obua yɛn mpaebɔ nso. Ɛtɔ da a, mmuae no ba ntɛm. Ɛtɔ da nso a, ebia ehia sɛ yɛbɔ asɛm bi ho mpae bere tenten bi. Nanso, sɛnea ɛte biara yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛfa ɔkwan a eye sen biara so abua yɛn mpaebɔ wɔ bere a ɛsɛ mu. Ebia sɛnea yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bebua yɛn mpaebɔ no, ɛnyɛ saa na ɔbɛyɛ no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ́ anka obeyi sɔhwɛ bi a yɛrehyia afi hɔ no, ebia ɔbɛma yɛn nyansa ne ahoɔden de “agyina ano.” (1 Kor. 10:13) Mpaebɔ yɛ akyɛde a ɛsom bo. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ ho anisɔ? Ade baako a yebetumi ayɛ ne sɛ, yebetie Yehowa akwankyerɛ a ɛka sɛ “munnnyae mpaebɔ da” no.—1 Tes. 5:17. w20.05 27-28 ¶7-8

Dwoda, March 7

Nea obemia n’ani agyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.—Mat. 24:13.

Sɛ mmirikatufo retu mmirika atwa kwan tenten a, wɔhwɛ wɔn anim sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhwe ase. Nanso, ebia obi a ɔretu mmirika no bi betia ne yɔnko nan so ama wahwe ase, anaa ɔno ankasa betia amena mu ahwe ase. Sɛ ɔhwe ase a, ɔsan sɔre gyina ne nan so toa mmirikatu no so. Ɛnyɛ nea ɛma ɔhwee ase no na ɔde n’adwene si so, na mmom ɔde n’ani si mmirika no a obetu awie ne abasobɔde a ɔhwɛ kwan sɛ obenya no so. Yebetumi ahwe ase mpɛn pii wɔ mmirika a yɛretu no mu, kyerɛ sɛ, yebetumi adi mfomso wɔ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe mu. Anaa wɔn a yɛne wɔn retu mmirika no betumi adi mfomso bi ama ahaw yɛn. Ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. Yɛn nyinaa tɔ sin, na ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no, ɛno ara na yɛn nyinaa retu mmirika wɔ so. Enti ɛnyɛ dɛn ara a yɛbɛpem obi anaa obi bɛpem yɛn ama yɛanya ‘asɛm atia yɛn yɔnko.’ (Kol. 3:13) Nanso sɛ mfomso bi ba a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si ɛno so, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si abasobɔde a yebenya no so na yɛtoa mmirika no so. Sɛ yɛn bo fuw anaa yɛde nkurɔfo ho abufuw hyɛ yɛn mu na yɛantoa so antu mmirika no a, yɛrentumi ntu mmirika no nwie, na abasobɔde no nso bɛbɔ yɛn. Afei nso, wɔn a yɛne wɔn retu mmirika wɔ ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no so no, anhwɛ a nea yɛreyɛ no bɛto wɔn hintidua. w20.04 26 ¶1; 28 ¶8-9

Benada, March 8

‘Ahenni no bebubu ahenni ahorow yi nyinaa asɛe no.’—Dan. 2:44.

Odiyifo Daniel kaa ohoni kokuroo bi a wɔde dade ahorow ayɛ ho asɛm. Ná ohoni no fã biara gyina hɔ ma aban bi. Saa aban no mu biara yɛɛ biribi ma ɛkaa Onyankopɔn nkurɔfo. Ɛsono bere a aban yi mu biara dii tumi. Wɔde dade ne dɔte na ɛyɛɛ ohoni no nan ase. Egyina hɔ ma aban a etwa to a ɛno ne Britain ne Amerika Wiase Tumidi no. Saa nkɔmhyɛ no ma yehu sɛ bere a Onyankopɔn Ahenni bɛba abɛsɛe nnipa aban nyinaa no, na Britain ne Amerika da so ara redi tumi. Ɔsomafo Yohane nso kaa wiase tumidi ahorow a wodii tumi wɔ Yehowa nkurɔfo so ho asɛm. Yohane kaa aban ahorow yi ho asɛm sɛ wɔte sɛ akekaboa bi a ɔwɔ ti nson. Saa aboa yi ti a ɛto so nson no gyina hɔ ma Britain ne Amerika Wiase Tumidi no. Ehia sɛ yehu wei efisɛ Bible nka sɛ aboa no wɔ ti foforo biara ka ti nson no ho. Bere a Kristo ne n’asafodɔm a wɔwɔ soro no bɛba abɛsɛe aboa no ti a ɛto so nson ne aboa no ankasa no, na ti a ɛto so nson no da so ara redi tumi.—Adi. 13:1, 2; 17:13, 14. w20.05 14 ¶11-12

Wukuda, March 9

Onyankopɔn ne dɔ.—1 Yoh. 4:8.

Saa asɛm tiawa yi ma yɛkae nokwasɛm bi a ehia paa. Ɛne sɛ, Onyankopɔn a ɔyɛ nkwa Wura no, ɔno ara nso ne ɔdɔ Wura. Yehowa dɔ yɛn paa. Ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn no, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam, yɛn ani gye, na ɛma yɛte nka sɛ biribiara nhia yɛn.Kristofo de, sɛ yɛpɛ oo, sɛ yɛmpɛ oo, ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko nnipa. Ɛyɛ ahyɛde. (Mat. 22:37-40) Sɛ yehu Yehowa yiye a, ebetumi ayɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebedi ahyɛde a edi kan no so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa de, ne biribiara wie pɛyɛ, odwen yɛn ho, na ɔyɛ yɛn brɛbrɛ. Ahyɛde a ɛto so mmienu no de, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebedi so. Adɛn ntia? Efisɛ yɛn nuanom Kristofo a wɔn nso yɛ yɛn ayɔnkofo paa no, bɔne ne sintɔ wɔ wɔn ho. Ɛtɔ daa, wɔbɛka nsɛm bi anaa wɔbɛyɛ nneɛma bi a ɛbɛma yɛanya adwene sɛ wonnwen yɛn ho, na wɔnnɔ yɛn. Yehowa nim sɛ ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛdɔ yɛn yɔnko nnipa. Enti ɔnam ne honhom no so maa Bible akyerɛwfo no bi kyerɛw nsɛm pɔtee bi a ɛbɛma yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho, ne sɛnea yɛbɛyɛ no. Nnipa a wɔkyerɛw saa nsɛm no, emu baako ne ɔsomafo Yohane.—1 Yoh. 3:11, 12. w21.01 8 ¶1-2

Yawda, March 10

Sɛnea ɛbɛyɛ a Satan rennya [wo].—2 Kor. 2:11.

Sɛ yɛde mfe pii asom Yehowa oo, sɛ nso afei na yɛafi ase oo, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Mereyɛ nea metumi biara na Satan amma me koma mu ankyɛ anaa?’ Sɛ wuhu mfoni bi a ebetumi akanyan nna ho akɔnnɔ wɔ TV anaa Intanɛt so a, dɛn na ɛyɛ a woyɛ? Ebia wobɛka sɛ mfoni anaa sini wei de, sɛ ɛnyɛ ponografi. Nanso bisa wo ho sɛ, ɛyɛ biribi a Satan betumi afa so ama wo koma mu akyɛ anaa? Wo de, fa no sɛ mfoni no yɛ akuma, na ekura ɔbarima bi a ɔde repae dua kɛse bi mu. Odi kan de akuma no ano feaa a ɛyɛ nam no si dua no mu. Afei, ɔkɔ so de akuma no bɔ dua no mu ma emu pae. Wudwen ho sɛn? Dwuma a akuma no ano feaa no di no, ɛno ara na mfoni a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ no nso di anaa? Sɛ obi hwɛ mfoni a ɛte saa a, ebia ɛbɛyɛ no sɛ ɛyɛ ade ketewaa bi na ɛrenyɛ no hwee. Nanso wobɛhwɛ no na ama wayɛ bɔne a emu yɛ duru ama ne koma mu akyɛ, na ɛremma onni mũ wɔ Yehowa anim. Enti mma kwan mma ade bɔne biara mmma wo koma mu! Mmom, ma wo koma nni mũ na ensuro Yehowa din! w20.06 11-12 ¶14-15

Fida, March 11

Soa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛwyɛ.—Rom. 15:1.

Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so boa wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no. Ebia na wɔrefa yaw ne ateetee mu te sɛ ɔba a ɔyerae a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho no mu no. (Luka 15:17-24) Afei nso, esiane nea wɔfaa mu wɔ Satan wiase no mu nti, sɛnea na wɔne Yehowa ntam yɛ kama no, ebia ɛnte saa seesei. Ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔsan hyɛ gyidi a wɔwɔ wɔ Yehowa mu no den. Mfatoho a ɛfa oguan a ɔyerae ho no, Yesu kaa sɛnea oguanhwɛfo no de oguan no bɔɔ ne kɔn ho de no san kɔkaa nguankuw no ho. Oguanhwɛfo no hwehwɛɛ oguan a ɔyerae no brɛe ansa na ɔrehu no. Nanso, ohui sɛ oguan no ankasa nni ahoɔden a ɔde bɛnantew asan akɔ, enti gye sɛ ɔde no bɔ ne kɔn ho de no kɔka nguankuw no ho. (Luka 15:4, 5) Ebia ebehia sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden pii boa wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no ma wodi ɔhaw bi a wɔrehyia so. Nanso, Yehowa honhom, n’Asɛm, ne nhoma ahorow a n’ahyehyɛde no ma yenya nti, yebetumi aboa wɔn ama wɔne Yehowa ntam asan ayɛ kama. Sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ wo ne obi a wagyae asɛnka kɔ nsua ade a, ɛsɛ sɛ woma w’ani gye na woso mu. w20.06 28 ¶14-15

Memeneda, March 12

Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.—Yoh. 13:35.

Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara da ɔdɔ adi kyerɛ afoforo na ama nkurɔfo ahu sɛ yɛyɛ nokware Kristofo. Nanso yehia “nokware nimdeɛ ne nhumu nyinaa” nso. (Filip. 1:9) Anyɛ saa a, “nkyerɛkyerɛ mframa biara a ɛnam nnipa nnaadaa,” ne awaefo so benya yɛn. (Efe. 4:14) Yesu bere so, bere a n’asuafo no pii gyaee n’akyi di no, ɔsomafo Petro de, na ogye di paa sɛ Yesu na ɔwɔ “daa nkwa nsɛm.” (Yoh. 6:67, 68) Ɛwom sɛ saa bere no na Petro nte Yesu nkyerɛkyerɛ nyinaa ase de, nanso ɔkɔɔ so bataa Yesu ho efisɛ na wahu nokware a ɛfa Kristo ho. Wo nso, wubetumi ama gyidi a wowɔ wɔ Bible mu no ayɛ den. Woyɛ saa a, nea ɛbɛto wo biara no, wo gyidi renhinhim, na wobɛboa ama afoforo nso gyidi ayɛ den.—2 Yoh. 1, 2. w20.07 8 ¶2; 13 ¶18

Kwasida, March 13

Mma nkumaa, mommma yɛmmfa ano anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom yɛmfa yɛn nneyɛe nkyerɛ yɛn dɔ, na yɛnnɔ wɔ nokware mu.—1 Yoh. 3:18.

Sɛ yebetumi aboa yɛn nuanom ama wɔatena nokware no mu a, ɛsɛ sɛ yenya ayamhyehye ma wɔn. (1 Yoh. 3:10, 11, 16, 17) Ɛnyɛ bere a nneɛma rekɔ yiye nko ara na ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho, na mmom bere a yɛrehyia ɔhaw nso. Yemmisa sɛ, wunim obi a ne dɔfo bi awu a ohia awerɛkyekye anaa ohia mmoa foforo bi? Anaa woate sɛ atoyerɛnkyɛm bi asi ama anuanom ho aka na ehia sɛ wɔsan si wɔn Ahenni Asa anaa wɔn afie ma wɔn? Nsɛm a yɛka ma yɛn nuanom hu sɛ yɛdɔ wɔn anaa yɛwɔ ayamhyehye ma wɔn, nanso nea yɛyɛ na ɛka wɔn paa. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho a, na yɛresuasua yɛn Agya a ɔwɔ soro a ɔdɔ yɛn no. (1 Yoh. 4:7, 8) Ade titiriw a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho ne sɛ obiara de ne yɔnko bɔne bɛkyɛ no. Ɛtɔ da a, ebia obi bɛyɛ biribi ma ayɛ yɛn yaw, nanso akyiri yi ɔbɛpa yɛn kyɛw. Sɛ yɛde ne bɔne kyɛ no, na yegyaa asɛm no mu ma ɛka a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no.—Kol. 3:13. w20.07 24 ¶14-15

Dwoda, March 14

Bere bi bɛba a atreneefo ne wɔn a wɔnyɛ atreneefo bɛsɔre afi awufo mu.—Aso. 24:15.

Wɔn a wobenyan wɔn no, yɛne wɔn mu biara besua ade sɛnea yɛyɛ Bible adesua nnɛ no anaa? Wɔbɛma asuafo foforo yi mu biara akɔ asafo bi mu na wɔatete wɔn ama wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn a wobenyan wɔn akyiri yi no anaa? Edu hɔ a na yebehu. Nanso nea yenim ne sɛ, Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mmra awiei no, na ‘Yehowa ho nimdeɛ ahyɛ asase so mã.’ (Yes. 11:9) Mfirihyia apem no mu no, yɛbɛyɛ adwuma paa nanso yɛn ani begye. Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu no, ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo nyinaa kɔ so yɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ Yehowa ani. Sɛ wɔreboa wɔn a wobenyan wɔn no ama wɔadi suban bɔne bi so a, wobenya tema ama wɔn. Afei nso, wɔbɛboa wɔn ama wɔde Yehowa akwankyerɛ abɔ wɔn bra. (1 Pet. 3:8) Saa bere no, Onyankopɔn nkurɔfo bɛyɛ ‘wɔn ankasa nkwagye ho adwuma.’ Esiane sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase nti, akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wobenyan wɔn no bɛbɛn wɔn paa.—Filip. 2:12. w20.08 16 ¶6-7

Benada, March 15

Ma obiara nhwɛ sɛnea n’ankasa nnwuma te. . . . Na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛtoto obi ho.—Gal. 6:4.

Sɛ yɛde afotu a Onyankopɔn maa ɔsomafo Paul kyerɛwee no yɛ adwuma na yɛhwɛ nea yetumi yɛ a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ yɛwɔ ɔdom akyɛde bi a afoforo nni bi. Ɛho nhwɛso bi ni. Ebetumi aba sɛ asafo mu panyin bi gyina asɛnka agua so rekyerɛkyerɛ a entu mpɔn papa, nanso otumi kyerɛkyerɛ yiye paa wɔ asɛnka mu. Anaa ebia, sɛnea asafo mu mpanyimfo bi tumi toto nneɛma yiye no, ontumi nyɛ no saa nanso ebia na wonim no sɛ ɔdɔ afoforo na sɛ adawurubɔfo hia Bible mu afotu a wotumi kɔ ne nkyɛn ma ɔboa wɔn. Ebi nso a na anuanom nim no sɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ. (Heb. 13:2, 16) Sɛ yehu ɔdom akyɛde a yɛwɔ ne nea yɛbɔ mu mmɔden a, ɛbɛma yɛn ani agye wɔ nea yetumi yɛ de boa asafo no ho. Ɛba saa a ɛbɛyɛ den sɛ yɛn ani bɛbere yɛn nuanom a wɔwɔ ɔdom akyɛde bi a yenni bi. Ɛmfa ho nea yetumi yɛ wɔ asafo no mu biara no, momma yɛn nyinaa mmɔ mmɔden sɛ yebetu mpɔn wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa ne yɛn nkyerɛkyerɛ mu. w20.08 24 ¶16-18

Wukuda, March 16

‘Mihuu nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn.’—Adi. 7:9.

Onua J. F. Rutherford maa ɔkasa titiriw bi a n’asɛmti ne, “Nnipadɔm Kɛse No” wɔ ɔmantam nhyiam bi ase wɔ Washington, D.C., U.S.A. afe 1935. Bere a Onua Rutherford rema ne kasa no, ɔkyerɛɛ wɔn a wɔyɛ “nnipadɔm kɛse” (King James Version), anaa “nnipakuw kɛse” a Adiyisɛm 7:9 ka wɔn ho asɛm no. Ansa na Onua Rutherford rema ne kasa no, na Bible Asuafo no gye di sɛ “nnipakuw kɛse” no di nokware, na wɔn nso bɛkɔ soro, nanso na wɔn nokwaredi no nto wɔn a wɔasra wɔn no. Onua Rutherford de Kyerɛwnsɛm no kyerɛɛ mu sɛ, nnipakuw kɛse no nka wɔn a wɔayi wɔn sɛ wɔnkɔ soro no ho. Mmom, wɔyɛ Kristo nguan foforo a wobetwa “ahohiahia kɛse no” na wɔatena ase daa wɔ asase so. (Adi. 7:14) Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: “Mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso ɛsɛ sɛ mede wɔn ba, na wobetie me nne, na wɔabɛyɛ kuw biako anya ɔhwɛfo biako.” (Yoh. 10:16) Saa “nguan foforo” no yɛ Yehowa Adansefo anokwafo a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ Paradise wɔ asase so.—Mat. 25:31-33, 46. w21.01 14 ¶1-2

Yawda, March 17

Me din nti, nnipa nyinaa bɛtan mo, na nea obemia n’ani agyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.—Mat. 10:22.

Sɛ yebetumi agyina mu ayɛ adwuma no akosi awiei a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so. (Mat. 28:19, 20) Sɛ obi betumi ahyɛ ne ho so a, ɛsɛ sɛ osua, yɛmfa nwo. Mpɛn pii no, ɛyɛ a yɛpɛ sɛ yedwudwo yɛn ho. Nanso sɛ yebetumi ayɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ a, gye sɛ yɛhyɛ yɛn ho so. Enti sɛ yebetumi ayɛ nneɛma a ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ a, gye sɛ yɛhwehwɛ mmoa. Yehowa de ne honhom kronkron no boa yɛn ma yetumi yɛ nneɛma a ɛyɛ yɛn den sɛ yɛbɛyɛ no. (Gal. 5:22, 23) Ná ɔsomafo Paul tumi hyɛ ne ho so. Nanso ogye toom sɛ na ɛnna fam, enti ɛsɛ sɛ odi ne nipadua “nya” na ama watumi ayɛ nea ɛteɛ. (1 Kor. 9:25-27) Otuu afoforo fo sɛ wɔnhyɛ wɔn ho so na wɔnyɛ biribiara “fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.” (1 Kor. 14:40) Nneɛma a yɛyɛ de som Yehowa no, asɛnka adwuma no ka ho na sɛ yebetumi ayɛ no yiye a, gye sɛ yɛhyɛ yɛn ho so.—Aso. 2:46. w20.09 6-7 ¶15-17

Fida, March 18

Ɛsɛ sɛ wodi kan ka asɛmpa no wɔ amanaman nyinaa mu.—Mar. 13:10.

Ɛnnɛ, wokɔ aman pii so a, yetumi ka asɛm no a obiara nhaw yɛn adwene. Saa na ɛte wɔ ɔman a wote mu no anaa? Sɛ saa a, ɛnde bisa wo sɛ, ‘Ahofadi a yɛwɔ no, dɛn na mede reyɛ?’ Nna a edi akyiri yi mu no, Yehowa nkurɔfo nni adagyew koraa. Wɔde nsi ne ahokeka reyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no wɔ wiase nyinaa, na ebi nsii saa da. Wei abue hokwan pii ama Yehowa nkurɔfo. Wobɛyɛ dɛn de bere a yɛwɔ asomdwoe no ayɛ adwuma yiye? (2 Tim. 4:2) Adɛn nti na wunsusuw ho nhwɛ sɛ wo anaa obi a ɔwɔ w’abusua mu betumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu, na ebi mpo a wayɛ daa kwampaefo? Ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yebiri yɛn mogya ani pɛ sika anaa yɛboaboa ahode ano. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, saa nneɛma yi rentumi mfa yɛn ntwa ahohiahia kɛse no. (Mmeb. 11:4; Mat. 6:31-33; 1 Yoh. 2:15-17) Adawurubɔfo pii asua kasa foforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka asɛmpa no na wɔakyerɛkyerɛ nkurɔfo. Onyankopɔn ahyehyɛde no nso reboa wɔn. Wɔayɛ nhoma a yɛde sua Bible wɔ kasa bɛboro 1,000 mu! w20.09 16 ¶9-11

Memeneda, March 19

‘Kɔ so ko ɔko pa no.’—1 Tim. 1:18.

Ɔsraani a n’ani gye n’adwuma ho no, oku ne ho ma adwuma no. Ɔbɛyere ne ho ako denneennen abɔ obi a ɔdɔ no anaa biribi a ɛsom bo ma no ho ban. Paul hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ ɔmfa onyamesom pa nsi n’ani so. Nea ɛkyerɛ ne sɛ onni Onyankopɔn nokware na ɔmmata ne ho denneennen. (1 Tim. 4:7) Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn paa na yɛkɔ so bata ne ho a, ɛbɛma yɛn ani agye ho sɛ yebeso nokware no mu yiye. (1 Tim. 4:8-10; 6:6) Sɛ ɔsraani a n’ani ku n’adwuma ho betumi asiesie ne ho ama ɔko bere nyinaa a, ehia nso sɛ ɔhyɛ ne ho so. Paul tuu Timoteo fo sɛ ɔnhwɛ yiye na wannya akɔnnɔ bɔne, ɔmmɔ mmɔden sɛ obenya suban pa, na ɔne ne nuanom Kristofo mmɔ. Esiane sɛ Timoteo tiee afotu yi nti, Satan annya no. (2 Tim. 2:22) Sɛ Timoteo betumi ayɛ saa a, na ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ne ho so. Yɛn nso, sɛ yebetumi adi honam akɔnnɔ so a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so. (Rom. 7:21-25) Afei nso, sɛ yebetumi ayi nipasu dedaw no agu na yɛahyɛ nipasu foforo no a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so. (Efe. 4:22, 24) Bio nso, sɛ yɛayɛ adwuma da mũ no nyinaa abrɛ a, ebia ebehia sɛ yemia yɛn ani na yɛatumi akɔ asafo nhyiam.—Heb. 10:24, 25. w20.09 28 ¶9-11

Kwasida, March 20

Masi me bo sɛ medi w’ahyɛde so da biara akosi awiei.—Dw. 119:112.

Sɛ yɛreboa Bible suani bi ma wanya nkɔso ahyira ne ho so na wabɔ asu a, ɛsɛ sɛ yenya ne ho abotare. Nanso sɛ yɛne no sua ade du baabi a, ehia sɛ yɛhwehwɛ mu hu sɛ ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa Nyankopɔn anaa. Wuhu biribi a ɛkyerɛ sɛ osuani no pɛ sɛ odi Yesu ahyɛde so anaa? Anaa Bible mu nsɛm kɛkɛ na ɔpɛ sɛ osua? Ɛyɛ a taa hwɛ sɛ osuani no renya nkɔso anaa. Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛnea ɔte nka wɔ Yehowa ho no, ɔka ho asɛm anaa? Ɛyɛ a ɔbɔ Yehowa mpae? (Dw. 116:1, 2) N’ani gye ho sɛ ɔbɛkenkan Bible? (Dw. 119:97) Ɔba asafo nhyiam daa? (Dw. 22:22) Wayɛ nsakrae bi wɔ n’asetena mu anaa? Wafi ase reka nea ɔresua no ho asɛm akyerɛ n’abusuafo ne ne nnamfo anaa? (Dw. 9:1) Nea ehia paa no, ɔpɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Danseni anaa?’ (Dw. 40:8) Sɛ wuhu sɛ osuani no nnyaa nkɔso wɔ nea yɛaka yi biara mu a, hwɛ ɔkwan pa a wobɛfa so ahu nea enti a ɛte saa na nya abotare ne no nsusuw asɛm no ho nanso mfa nwadawada. w20.10 18 ¶14-15

Dwoda, March 21

Nea ɔsomaa me no ka me ho; wannyaw me nko ara, efisɛ daa meyɛ nea ɛsɔ n’ani.—Yoh. 8:29.

Yesu Agya a ɔwɔ soro no sisi gyinae pa bere nyinaa na n’awofo a wɔwɔ asase so no nso sisii gyinae pa. Nanso bere a Yesu nyinii no, ɔno ara na na ɛsɛ sɛ osisi ne gyinae. (Gal. 6:5) Ná Yehowa de ne pɛ ama no sɛ yɛn ara. Anka obetumi ayɛ nea ɔpɛ na ɔde nea Onyankopɔn pɛ ato nkyɛn. Nanso wanyɛ saa, mmom ɔyɛɛ nneɛma bi a na ebetumi ama ɔne Yehowa ntam akɔ so ayɛ papa. Bere a Yesu huu nea na Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ no, ogye toom sɛ ɔbɛyɛ. (Yoh. 6:38) Ná onim sɛ nnipa pii bɛtan no, na na wei betumi de adwinnwen abɛto ne so. Nanso otiee Yehowa. Bere a Yesu bɔɔ asu afe 29 Y.B. no, ade a na ehia no paa wɔ n’asetenam ne sɛ ɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ. (Heb. 10:5-7) Bere mpo a na ɔrewu wɔ asɛndua so no, ɔkɔɔ so yɛɛ n’Agya apɛde.—Yoh. 19:30. w20.10 29 ¶12; 30 ¶15

Benada, March 22

Merennyaw wo da, na merennan m’akyi nkyerɛ wo da biara da.—Heb. 13:5.

Wunim anuanom bi wɔ asafo a wowom mu a wɔrehu amane esiane yare anaa ɔhaw foforo bi nti? Anaa wunim obi a ne dɔfo bi awu? Sɛ yɛte sɛ obi hia mmoa a, yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn na yɛnka asɛm a ɛhyɛ nkuran nkyerɛ no, anaa yɛnyɛ biribi mma no mfa nkyerɛ sɛ yɛdɔ no. Ebetumi aba sɛ, nsɛm a yɛbɛka ne nea yɛbɛyɛ ama yɛn nua no na ɛbɛhyɛ no nkuran paa saa bere no. (1 Pet. 4:10) Yebetumi anya akokoduru efisɛ yenim sɛ Yehowa ka yɛn ho. Ɔfa Yesu ne abɔfo no so boa yɛn. Afei nso, sɛ Yehowa pɛ a obetumi afa atumfoɔ so aboa yɛn. Sɛnea yɛn mu pii ahu no, Yehowa de ne honhom kronkron ka yɛn nuanom Kristofo ma wɔboa yɛn. Yɛn nso yebetumi anya ahotoso aka asɛm a ɔsomafo Paul kae yi bi sɛ: “Yehowa ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?”—Heb. 13:6. w20.11 17 ¶19-20

Wukuda, March 23

Sɛ mode mo ho to me so na mo koma antu a, mubenya ahoɔden.—Yes. 30:15.

Ná asomafo no wɔ adanse paa a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ka wɔn ho. Ná Yehowa ama wɔn tumi ama wɔde ayɛ anwonwade bebree. (Aso. 5:12-16; 6:8) Ɛnnɛ de, Yehowa mma yɛn tumi a yɛde yɛ anwonwade. Nanso ɔnam n’Asɛm no so ma yenya awerɛhyem sɛ, sɛ trenee nti yehu amane a, ogye yɛn tom, na ɔde ne honhom bɛboa yɛn. (1 Pet. 3:14; 4:14) Enti sɛ nkurɔfo tan yɛn ani daakye a, nea yɛbɛyɛ no, ɛnsɛ sɛ yɛde haw yɛn ho koraa nnɛ. Mmom, nea yebetumi ayɛ nnɛ ama yɛanya ahotoso kɛse sɛ Yehowa bɛboa yɛn na obegye yɛn no, ɛno na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ no kɛse. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yesu bɔhyɛ yi so. Ɔkaa sɛ: “Mɛma mo ano ne nyansa a wɔn a wɔsɔre tia mo nyinaa ntumi nnyina ano anaa wɔmmɔ ngu.” Yesu ahyɛ yɛn bɔ sɛ: “Sɛ munya boasetɔ a, mubenya mo kra.” (Luka 21:12-19) Mommma yɛn werɛ mmfi da sɛ, Yehowa somfo biara a obedi nokware akosi sɛ obewu no, Yehowa kae ne ho biribiara, enti obetumi anyan no. w21.01 4 ¶12

Yawda, March 24

Mewɔ anidaso wɔ Onyankopɔn mu sɛ bere bi bɛba a atreneefo ne wɔn a wɔnyɛ atreneefo bɛsɔre afi awufo mu.—Aso. 24:15.

Ɛnyɛ Ɔsomafo Paul ne obi a odii kan kaa sɛ ɔwɔ owusɔre no mu anidaso. Ná Hiob nso wɔ saa anidaso no ara bi. Ná ogye di paa sɛ Onyankopɔn bɛkae no na wanyan no aba nkwa mu bio. (Hiob 14:7-10, 12-15) “Fapem” anaa “mfitiasesɛm” a Kristofo nkyerɛkyerɛ nyinaa gyina so no, “owusɔre” no ka ho. (Heb. 6:1, 2) Nsɛm a Paul ka faa owusɔre no ho no, wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ 1 Korintofo ti 15. Yebetumi aka sɛ nea ɔkyerɛwee no hyɛɛ tete Kristofo no den. Yɛn nso, ɛmfa ho bere tenten a yɛde ahwɛ owusɔre no kwan no, saa kyerɛwsɛm no betumi ahyɛ yɛn den, na ebetumi ama anidaso a yɛwɔ sɛ owusɔre no bɛba no mu ayɛ den. Yesu Kristo wusɔre no ma yenya awerɛhyem sɛ wobenyan yɛn adɔfo a wɔawuwu no aba nkwa mu bio. Ná ɛka “asɛmpa” a Paul ka kyerɛɛ Korintofo no ho. (1 Kor. 15:1, 2) Ɔkaa sɛ, sɛ obi yɛ Kristoni na onnye owusɔre no nni a, na ne gyidi so nni mfaso.—1 Kor. 15:17. w20.12 2 ¶2-4

Fida, March 25

‘Petro kaee asɛm a Yesu kae no. Na opue kosui pii.’—Mat. 26:75.

Dɛn na ɛboaa ɔsomafo Petro ma ɔsan gyinaa ne nan so? Ade baako ne sɛ na Yesu adi kan abɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a Petro gyidi rengu asu. Yehowa buaa mpae a Yesu fi ne komam bɔe no. Akyiri yi, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Petro nko ara, na akyinnye biara nni ho sɛ ɔhyɛɛ no den. (Luka 22:32; 24:33, 34; 1 Kor. 15:5) Ɛno akyi no, bere a asomafo no koyii nam anadwo mu no nyinaa a wɔannya bi no, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Saa bere yi, Yesu maa Petro hokwan a ɔde bɛkyerɛ sɛ ɔdɔ no. Ná Yesu de n’adamfo a ɔdɔ no no bɔne akyɛ no, na ɔde adwuma pii hyɛɛ ne nsa. (Yoh. 21:15-17) Sɛnea Yesu ne Petro dii no ma yehu sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu te sɛ n’Agya pɛpɛɛpɛ. Enti sɛ yedi mfomso a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ Yehowa remfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn da. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ Satan na ɔpɛ sɛ yenya saa adwene no. Mmom sɛnea Yehowa dɔ yɛn na ɔte yɛn mmerɛwyɛ ase na ɔpɛ sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn no, ɛno na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so. Enti sɛ afoforo di mfomso tia yɛn a, ɛsɛ sɛ yesuasua sɛnea Yehowa ne yɛn di no.—Dw. 103:13, 14. w20.12 20-21 ¶17-19

Memeneda, March 26

Mede me ho bɛto no so.—Dw. 27:3.

Wɔn a wɔanyɛ komm amfa wɔn ho anto Yehowa so no, yebetumi asua biribi afi nea wɔyɛe no mu. Nea saa nnipa no yɛe no nyɛ papa, nanso sɛ yesua ho ade a, ɛbɛboa yɛn na yɛanni mfomso a wodii no bi. Yɛmfa Ɔhene Asa nyɛ nhwɛso. Bere a obedii hene no, ankyɛ koraa na ohyiaa ɔhaw, na ɔde ne ho too Yehowa so sɛ ɔmmoa no. Nanso akyiri yi, bere a ɔsan hyiaa ɔhaw no, wamfa ne ho anto ne Nyankopɔn no so bio sɛ ɔmmoa no. Mmom, ɔno ara bɔɔ mmɔden sɛ obedi ne haw ho dwuma. (2 Be. 16:1-3, 12) Adwene a Asa fae sɛ ɔbɛma Siriafo abɛboa no ama wako atia Israel no, sɛ woannwen ho ankɔ akyiri a, wobɛka sɛ ɛyɛ adwempa. Nanso nkonim a odii no ankyɛ. Yehowa nam odiyifo bi so ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ wode wo ho ato Siria hene so na woamfa wo ho anto Yehowa, wo Nyankopɔn so nti, Siria hene asraafodɔm no afi wo nsa.” (2 Be. 16:7) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannye yɛn ho anni dodo. Anyɛ saa a, yebenya adwene sɛ yɛn ankasa yebetumi adi yɛn haw ho dwuma, na enhia sɛ yɛhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ a ɔnam N’asɛm so de ma yɛn no. Sɛ ehia sɛ yesi gyinae bi putupuru, na sɛ yɛto yɛn bo ase de yɛn ho to Yehowa so a, ɔbɛboa yɛn ama yɛasi gyinae pa. w21.01 6 ¶13-15

Kwasida, March 27

‘Ɔkɔm renne wɔn bio.’—Adi. 7:16.

Yɛrekasa yi, Yehowa nkurɔfo bebree na wodi kɔm. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔn sikasɛm nye koraa, anaa ɔko a asi wɔn man mu no nti ama ahokyere aba. Ebinom nso, wɔn gyidi nti wɔde wɔn agu afiase. Nanso, nnipakuw kɛse no ani gye paa efisɛ wonim sɛ, sɛ wɔsɛe wiase bɔne yi na wonya nkwa a, aduan ne Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ bebu so ama wɔn bere nyinaa. Sɛ Yehowa resɛe Satan wiase yi a, Yehowa abufuw a ɛte sɛ “ɔhyew” a obehwie agu amanaman no so no, ebi renka nnipakuw kɛse no. Sɛ ahohiahia kɛse no ba awiei a, Yesu bɛkyerɛ saa nnipa a wobenya nkwa wɔ asase so no kwan akɔ “[daa] nkwa asuti” no ho. (Adi. 7:17) Wo de, dwen ho hwɛ: Nnipakuw kɛse no wɔ anidaso soronko. Nnipa ɔpepepem pii a wɔatena asase yi so pɛn no, wɔn nko ara na ebia wɔrenwu da! (Yoh. 11:26) Nguan foforo no wɔ anidaso kamakama, na wɔda Yehowa ne Yesu ase sɛ wɔama wɔn saa anidaso no. w21.01 16-17 ¶11-12

Dwoda, March 28

Awurade yɛ ɔnokwafo, na ɔbɛhyɛ mo den, na wabɔ mo ho ban.—2 Tes. 3:3.

Ade rebɛkye ama Yesu awu no, na ɔredwen ɔhaw ahorow a n’asuafo no bɛfa mu no ho. Ɔdɔ a Yesu dɔ n’asuafo no nti, ɔsrɛɛ n’Agya sɛ ‘ɔnhwɛ wɔn so esiane ɔbɔnefo no nti.’ (Yoh. 17:14, 15) Ná Yesu nim sɛ, sɛ ɔkɔ soro a, Satan Ɔbonsam bɛkɔ so ara ako atia obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa. Ɛno ma yehu sɛ Yehowa asomfo behia ahobammɔ. Ɛnnɛ paa na yehia Yehowa ahobammɔ. Wɔatow Satan afi soro, na “ne bo afuw denneennen.” (Adi. 12:12) Watumi ama nnipa binom anya adwene sɛ, sɛ wɔtan yɛn ani a, wɔyɛ ‘de som Onyankopɔn.’ (Yoh. 16:2) Wɔn a wɔtan yɛn ani no bi nso nnye Onyankopɔn nni, na nea enti a wɔtan yɛn ani ne sɛ yɛatwe yɛn ho afi wiase no ho. Nanso ɛmfa ho nea enti a nkurɔfo tan yɛn ani no, ɛnsɛ sɛ yesuro koraa. Adɛn ntia? Mmuae no wɔ kyerɛwsɛm a yɛresusuw ho nnɛ no mu. w21.03 26 ¶1, 3

Benada, March 29

[Biribiara] rentumi ntew yɛn mfi Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no ho.—Rom. 8:39.

Biribiara a Yehowa yɛ no, ɔdɔ na ɛma ɔyɛ. Ɔma yɛn nsa ka biribiara a yehia. Ɔdɔ nti na Yehowa yɛɛ nhyehyɛe maa Yesu bewu maa yɛn. Yesu nso dɔ yɛn paa ma enti ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn. (Yoh. 3:16; 15:13) Wɔn a wodi nokware ma Yehowa ne Yesu no, biribiara ntumi ntetew ɔdɔ a Yehowa ne Yesu wɔ ma wɔn no mu. (Yoh. 13:1; Rom. 8:35) Biribiara a abusua ti yɛ no, ɔdɔ na ɛsɛ sɛ ɔde yɛ. Adɛn nti na ɛho hia saa? Ɔsomafo Yohane ma yɛn mmuae sɛ: ‘Nea ɔnnɔ ne nua [anaa n’abusua] a ohu wɔn no rentumi nnɔ Onyankopɔn a onhu no’ no. (1 Yoh. 4:11, 20) Ɔbarima a ɔdɔ n’abusua, kyerɛ sɛ, ɔbarima a ɔpɛ sɛ osuasua Yehowa ne Yesu no, ɔbɛboa ne yere ne ne mma ama wɔasom Yehowa yiye, ɔbɛhwɛ ama wɔn ani agye, na ɔbɛhwɛ ama wɔanya nea wobedi ne baabi a wɔbɛda. (1 Tim. 5:8) Ɔbɛtete ne mma na wateɛ wɔn so. Ɔbɛkɔ so ara ahwɛ sɛ obesisi gyinae a ɛhyɛ Yehowa anuonyam a ɛbɛboa n’abusua nso. w21.02 5 ¶12-13

Wukuda, March 30

Dan w’adesoa to Yehowa so, na ɔbɛboa wo.—Dw. 55:22.

Yɛn Agya a ɔwɔ soro a ɔdɔ yɛn no nim sɛ nneɛma bɔne a yɛafa mu wɔ yɛn asetena mu no betumi ama yɛate nka sɛ yɛn so nni mfaso. Nanso suban pa a ɛwɔ yɛn komam a yɛn ankasa yenhu no, ɔno de ohu. (1 Yoh. 3:19, 20) Obi a ɔrebɔ mmɔden sɛ obegyae suban bɔne bi betumi asan akɔyɛ ade koro no ara bio, na wei betumi ama n’abam abu. Ɛwom, sɛ yedi mfomso na yɛn ahonim bu yɛn fɔ a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. (2 Kor. 7:10) Nanso ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ho fɔ dodo na yenya adwene sɛ: ‘Me so nni mfaso biara. Yehowa remfa me bɔne yi nkyɛ me da.’ Saa asɛm yi nyɛ nokware, na sɛ yenya saa adwene no a, ebetumi ama yɛagyae Yehowa som. Sɛ yɛn abam bu a, yɛn ahoɔden so bɛtew. Mmom, wo ne Yehowa ‘ntoto nneɛma yiye,’ kyerɛ sɛ, kɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu, na srɛ no sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. (Yes. 1:18) Sɛ Yehowa hu sɛ woanu wo ho ampa a, ɔde wo bɔne bɛkyɛ wo. Afei nso kohu asafo mu mpanyimfo no. Wɔbɛto wɔn bo ase aboa wo ama wo ne Yehowa ntam asan ayɛ kama.—Yak. 5:14, 15. w20.12 23 ¶5-6

Yawda, March 31

Wo ne mmea mpanyimfo nkasa sɛ maamenom, wo ne mmabaa nkasa sɛ nua mmea.—1 Tim. 5:2.

Ná Yesu bu mmea, na na odi wɔn ni. Ne bere so no, na Farisifo no mmu mmea. Sɛ wohyia mmea wɔ baguam a, na wɔnkasa wɔn ho na kampɛsɛ wɔne wɔn abɔ Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmmɔ. Yesu de, wanyɛ saa. Mmom, na otumi ne mmea susuw Kyerɛwnsɛm no mu nneɛma a emu dɔ ho sɛnea na ɔne mmarima yɛ no ara. (Luka 10:38, 39, 42) Sɛ ɔretutu akwan akɔyɛ asɛnka adwuma no a, na ɔma kwan ma mmea kɔ bi. (Luka 8:1-3) Bere a wonyan Yesu fii awufo mu no, mmea na ɔde hokwan no maa wɔn ma wɔkɔkaa kyerɛɛ asomafo no. (Yoh. 20:16-18) Ɔsomafo Paul hyɛɛ da ka kyerɛɛ Timoteo sɛ onni mmea ni. Paul gye toom sɛ ɛyɛ Timoteo maame ne ne nanabea na wodii kan de “nkyerɛwee kronkron” no kyerɛkyerɛɛ no. (2 Tim. 1:5; 3:14, 15) Bere a Paul kyerɛw krataa kɔmaa Romafo no, ɔhyɛɛ da bobɔɔ anuanom mmea bi din kyiaa wɔn. Adwuma a Kristofo mmea yi yɛe nyinaa, Paul de n’ani too fam hui, na ɔkaa nsɛm bi kyerɛe sɛ n’ani sɔ nea wɔyɛe no paa.—Rom. 16:1-4, 6, 12; Filip. 4:3. w21.02 15 ¶5-6

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena