April
Fida, April 1
Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw sɛ ɛnkyerɛkyerɛ yɛn.—Rom. 15:4.
Ɔhaw bi reteetee wo anaa? Ebia na obi a wo ne no wɔ asafo mu ayɛ wo ade ama ahye wo. (Yak. 3:2) Anaasɛ Yehowa a wosom no nti, ebia wɔn a wo ne wɔn wɔ adwumam anaa wɔn a wo ne wɔn kɔ sukuu di wo ho agorɔ anaa wɔserew wo. (1 Pet. 4:3, 4) Anaa w’abusuafo reyɛ nea wobetumi biara sɛ wobesiw wo kwan sɛnea ɛbɛyɛ a worenkɔ asafo nhyiam, anaa worenka wo gyidi ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo. (Mat. 10:35, 36) Sɛ ɔhaw a worehyia no mu yɛ den paa a, anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ gyae Yehowa som. Nanso nya awerɛhyem sɛ, ɔhaw biara a wubehyia no, Yehowa bɛma wo nyansa a wode bedi ho dwuma ne ahoɔden a wode begyina ano. Sɛ wohwɛ Bible mu a, wubehu sɛ nnipa bi a wɔtɔ sin tumi gyinaa ɔhaw a emu yɛ den ano. Yehowa hyɛɛ da na ɔma wɔkyerɛw saa nnipa no ho nsɛm pii wɔ Bible mu. Adɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asua biribi afi nea wɔyɛe no mu. Ɛno na Yehowa maa ɔsomafo Paul kyerɛwee no. Sɛ yɛkan saa nsɛm no a, ebetumi ama yɛanya awerɛkyekye ne anidaso. Nanso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛkan Bible no na yenya so mfaso a, ɛnsɛ sɛ yɛkenkan no kɛkɛ. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛma Bible no sesa yɛn adwene na ɛka yɛn koma. w21.03 14 ¶1-2
Memeneda, April 2
Momma mo ani so nhwɛ mfuw no na mubehu sɛ nnɔbae no awo sɛ wotwa.—Yoh. 4:35.
Wubu nkurɔfo a woka asɛmpa no kyerɛ wɔn no sɛ wɔte sɛ atoko a bere aso sɛ wotwa anaa? Sɛ saa a, nneɛma mmiɛnsa bi bɛda adi. Nea edi kan, wode nsi ne ahokeka bɛyɛ asɛnka adwuma no denneennen. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, bere a wɔde twa nnɔbae yɛ bere tiaa, enti sɛ edu so a, wɔnsɛe bere. Nea ɛto so mmienu, sɛ nkurɔfo tie asɛmpa no a, w’ani begye. Bible ka sɛ nkurɔfo ‘ani gye wɔ twabere mu.’ (Yes. 9:3) Nea ɛto so mmiɛnsa, obiara a wubehyia no biara no, wubebu no sɛ obetumi abɛyɛ Yesu suani, enti wobɛhwɛ nea n’ani begye ho na woadannan wo nsɛm mu. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu akyidifo no bi nyaa adwene sɛ ɛnyɛ ade a Samariafo no betumi abɛyɛ Yesu asuafo da, nanso Yesu de, wannya saa adwene no. Mmom, ohui sɛ wobetumi abɛyɛ n’asuafo. Yɛn nso, nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ wobetumi abɛyɛ Kristo asuafo. Ɔsomafo Paul ayɛ wei ho nhwɛso kamakama ama yɛn. Otumi huu nea nkurɔfo a na ɔka asɛmpa no kyerɛ wɔn no gye di, nea wɔn ani gye ho, ne nea ɛyɛe a ohui sɛ wobetumi abɛyɛ Yesu asuafo. w20.04 8-9 ¶3-4
Kwasida, April 3
Ɔdamoa ne ɔsɛe amoa mpo Yehowa ani tua, na nnipa koma mu na ɔrenhu anaa?—Mmeb. 15:11.
Sɛ́ anka wobɛkasa atia sɛnea obi yɛ n’ade no, yɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛte no ase. Yehowa nkutoo ne obi a ɔte yɛn ase yiye. Enti srɛ no sɛ ɔmmoa wo mma wunnya adwene a ɔwɔ wɔ afoforo ho no bi, na hu sɛnea wubenya ayamhyehye ama wɔn. Ɛsɛ sɛ wunya ayamhyehye ma anuanom nyinaa, na ɛnsɛ sɛ woyɛ nyiyim. Wɔn nyinaa hyia ɔhaw; emu pii te sɛ ɔhaw a Yona, Elia, Hagar, ne Lot hyiae no. Ɔhaw no bi wɔ hɔ a, wɔn ankasa na wɔakɔfa abɛto wɔn ho so. Sɛ yɛreka paa a, yɛn mu biara akɔfa ɔhaw ato ne ho so pɛn. Enti sɛ Yehowa ka sɛ yennya tema mma yɛn ho yɛn ho a, ɛyɛ ne kwan so. (1 Pet. 3:8) Baakoyɛ a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa ntam no da nsow, na sɛ yetie Yehowa a, ɛma baakoyɛ no mu yɛ den paa. Enti momma yensi yɛn bo sɛ yebetie yɛn nuanom, yebehu wɔn yiye, na yɛanya ayamhyehye ama wɔn. w20.04 18-19 ¶15-17
Dwoda, April 4
Kristo mpo huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.—1 Pet. 2:21.
Yesu yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn; otiee Yehowa. Enti ɔkwan titiriw baako a yɛfa so tie Yehowa ne sɛ yebedi Yesu anammɔn akyi pɛɛ. (Yoh. 8:29) Sɛ yebetumi akɔ so anantew nokware no mu a, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no, na asɛm biara a ɔka kyerɛ yɛn wɔ n’Asɛm Bible mu no yɛ nokware. Afei nso, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no. Ɛnnɛ, nnipa pii nnye nni sɛ Yesu na wɔapaw no sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Yohane bɔɔ kɔkɔ sɛ na “nnaadaafo bebree” aba wiase, na na wobetumi adaadaa wɔn a wonsii wɔn adwene pi wɔ nokware a ɛfa Yehowa ne Yesu ho no. (2 Yoh. 7-11) Yohane kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛnyɛ nea ɔpo Yesu sɛ ɔno ne Kristo no a, hena bio na ɔyɛ ɔtorofo?” (1 Yoh. 2:22) Sɛ yɛmpɛ sɛ obiara bɛdaadaa yɛn a, nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yebesua Onyankopɔn Asɛm no. Yɛyɛ saa nko ara a na yebetumi ahu Yehowa ne Yesu yiye. (Yoh. 17:3) Ɛno na ɛbɛma yɛagye adi sɛ yɛahu nokware no. w20.07 21 ¶4-5
Benada, April 5
Munsi mo bo sɛ moremfa hintidua . . . nto onua biara anim.—Rom. 14:13.
Ade foforo a yebetumi ayɛ na yɛanto yɛn nuanom a yɛne wɔn retu mmirika no “hintidua” ne sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yebegye wɔn adwenkyerɛ ne wɔn nsusuwii atom, sen sɛ da biara yɛbɛhwɛ kwan sɛ wobegye yɛn adwenkyerɛ atom. (Rom. 14: 19-21; 1 Kor. 8:9, 13) Wei ho hia paa efisɛ yɛnte sɛ mmirikatufo a wɔresi akan a wɔn mu biara pere sɛ ɔno nko ara nsa bɛka abasobɔde no. Saa mmirikatufo no dwen nea wɔn nko ara benya ho. Enti ebia wobepia mmirikatufo a aka no sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi wɔn anim. Nanso yɛn de, yɛne yɛn ho yɛn ho nsi akan. (Gal. 5:26; 6:4) Yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa anuanom pii sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne wɔn betumi atu mmirika no awie na yɛn nsa aka abasobɔde a ɛne daa nkwa no. Ɛno nti, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde afotu a Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee no bɛyɛ adwuma. Ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ ‘yɛhwɛ nneɛma a ɛfa yɛn nko ara ho, na mmom yɛnhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.’ (Filip. 2:4) Mmirika a yɛretu no, Yehowa aka akyerɛ yɛn sɛ, sɛ yetumi tu mmirika no wie a, ɛyɛ dɛn ara a ɔbɛma yɛn abasobɔde. Ɛne sɛ, yɛbɛtena ase daa wɔ soro anaa paradise wɔ asase so. w20.04 28 ¶10; 29 ¶12
Wukuda, April 6
Eyinom na wofi ahohiahia kɛse no mu.—Adi. 7:14.
Kristofo ɔpepepem pii bɛkɔ wiase foforo no mu. Sɛ wodi owu so nkonim a, wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ asase so no nso behu; ɛne sɛ, wobenyan nnipa ɔpepepem pii a wowui bere bi a atwam no. Sɛ ɛba saa a, hwɛ sɛnea yɛn ani begye afa! (Aso. 24:15) Wɔn a wobedi Yehowa nokware akosi ase no bedi owu a wonya fii Adam hɔ no so nkonim. Wobetumi atena ase daa. Nsɛm a ɛhyɛ nkuran a ɛfa owusɔre ho a Paul kyerɛw kɔmaa Korintofo no, ɛsɛ sɛ Kristoni biara kyerɛ ho anisɔ. Paul asɛm a ɔkaa sɛ yɛnyɛ pii wɔ “Awurade adwuma no mu” no, yɛwɔ nea enti paa a yebetumi agye atom. (1 Kor. 15:58) Sɛ yedi nokware na yɛyere yɛn ho wɔ saa adwuma no mu a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛn ani begye paa daakye. Saa bere no, anigye a yebenya de, yɛnka. Ɛbɛma yɛahu sɛ yɛn brɛ anyɛ kwa wɔ Awurade mu. w20.12 12-13 ¶16-17
Yawda, April 7
‘Wɔn asraafodɔm boaboa wɔn ho ano sɛ wɔne nea ɔte ɔpɔnkɔ no so no ne ne dɔm rebɛko.’—Adi. 19:19.
Sɛ yɛfa no sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel 38:10-23; Daniel 2:43-45; 11:44–12:1; ne Adiyisɛm 16:13-16, 21 no nyinaa reka nsɛm a ebesisi bere koro mu ho asɛm a, ɛnde yebetumi ahwɛ kwan sɛ nea yɛrebɛka ho asɛm yi besisi. Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, emu hɔ baabi no, “asase nyinaa so ahene” anaa aman ahorow bi bɛka wɔn ho abom. (Adi. 16:13, 14) Saa aman a wɔbɛka wɔn ho abom no na Bible frɛ no “Gog a ofi Magog asase so no.” (Hes. 38:2) Saa aman a wɔaka wɔn ho abom no bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so na wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtɔre wɔn ase. Ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi a ɛfa nea ebesi saa bere no ho. Ohui sɛ amparuwbo anaa asukɔtweaa akɛse fi soro bɛhwehwee Onyankopɔn atamfo so. Ɛbɛyɛ sɛ saa amparuwbo anaa asukɔtweaa no gyina hɔ ma atemmusɛm a ano yɛ den a Yehowa asomfo bɛka akyerɛ nkurɔfo saa bere no. Saa atemmusɛm yi na ɛbɛma Gog a ofi Magog atow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so na wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛtɔre wɔn ase afi asase so.—Adi. 16:21. w20.05 15 ¶13-14
Fida, April 8
Sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea moma mo mma akyɛde pa a, ɛnde mo Agya a ɔwɔ soro no nso ɛ? Ɔde honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no no ama aboro so!—Luka 11:13.
Onyankopɔn honhom kronkron yɛ akyɛde a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ. Sɛ yedwinnwen nea Yehowa nam honhom kronkron so reyɛ wɔ yɛn bere yi mu ho a, ɛbɛma anisɔ a yɛwɔ ma honhom kronkron no ayɛ kɛse. Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ honhom kronkron no ba mo so a mubenya tumi, na mobɛyɛ m’adansefo . . . de akɔ asase ano nohoa.” (Aso. 1:8) Honhom kronkron no aboa ama wɔaboaboa nnipa bɛyɛ ɔpepem nwɔtwe ne fã ano afi wiase afanan nyinaa ama wɔresom Yehowa. Afei nso, yɛwɔ honhom fam paradise efisɛ Onyankopɔn honhom boa yɛn ma yenya suban a ɛyɛ fɛ te sɛ ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne ahosodi. Saa suban ahorow yi na ɛka bom yɛ “honhom no aba.” (Gal. 5:22, 23) Honhom kronkron yɛ akyɛde a ɛsom bo ampa! w20.05 28 ¶10; 29 ¶13
Memeneda, April 9
Sɛnea ɛnam onipa so na owu bae no, saa ara na ɛnam onipa so na owusɔre nso bɛba.—1 Kor. 15:21.
Yɛwɔ nea enti a yebetumi aka sɛ yɛn adɔfo a wobenyan wɔn no rensesa. Sɛ yɛhwɛ nnipa bi a Yehowa nyan wɔn tete no a, ebetumi aba sɛ wɔn a Yehowa benyan wɔn no, ɔbɛyɛ wɔn foforo. Nanso sɛnea na wɔte, wɔn kasa, ne sɛnea na wosusuw nneɛma ho ansa na wɔrewu no de, ɛrensesa. Kae sɛ Yesu de owu totoo nna ho, ɛnna ɔkaa sɛ owusɔre nso te sɛ obi a wada a wɔrenyan no. (Mat. 9:18, 24; Yoh. 11:11-13) Sɛ obi da na onyan a, sɛnea ɔte, ne kasa ne nneɛma onim no, ɛnsesa. Momma yɛnhwɛ bere a wonyan Lasaro no. Owui no, na adi nnannan, na na wafi ase reporɔw. Nanso, bere a Yesu nyan no no, ne nua mmeanom no hui sɛ ɛyɛ ɔno ara, na Lasaro nso, akyinnye biara nni ho sɛ ɔkaee wɔn.—Yoh. 11:38-44; 12:1, 2. w20.08 14 ¶3; 16 ¶8
Kwasida, April 10
Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne Oguammaa no hɔ.—Adi. 7:10.
Wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no di nsɛ wɔ nneɛma bi mu. Yehowa dɔ wɔn nyinaa pɛ. Akuw mmienu no nyinaa som bo ma no. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, ɔde ne Ba a ɔdɔ no no nkwa na ɛtɔɔ wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no nyinaa. Nsonsonoe a ɛwɔ akuw mmienu no mu ara ne sɛ, ɛsono obiara ne n’anidaso. Ɛsɛ sɛ akuw mmienu no nyinaa kɔ so di nokware ma Onyankopɔn ne Kristo. (Dw. 31:23) Yɛnkae sɛ, Onyankopɔn honhom no tumi yɛ adwuma wɔ yɛn nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Wei kyerɛ sɛ, Yehowa hwɛ obiara ne nea ohia na ɔde ne honhom kronkron no ama no. Yehowa ama ne somfo biara a wahyira ne ho so anya anidaso a ɛyɛ papa. (Yer. 29:11) Kristo wu Nkaedi no ma yɛn mu biara nya akwannya kɛse paa a yɛde beyi Onyankopɔn ne Kristo ayɛ esiane nea wɔayɛ ama yɛn a ɛbɛma yɛatena ase daa no nti. Akyinnye biara nni ho sɛ, Nkaedi no ne nokware Kristofo nhyiam a ɛho hia paa. w21.01 18 ¶16; 19 ¶19
Dwoda, April 11
Monkɔ so nyɛ eyi.—1 Kor. 11:25.
Wɔn a wɔkɔ Nkaedi no ase no, emu dodow no ara wɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so. Sɛ saa a, ɛnde adɛn nti na wɔkɔ Awurade Anwummeduan no ase bi? Nea enti a nkurɔfo kɔ wɔn nnamfo ayeforohyia ase no, ɛno ara bi nti na nguan foforo no kɔ Awurade Anwummeduan no ase. Nkurɔfo kɔ ayeforohyia no ase de kyerɛ sɛ wɔdɔ ɔbea ne ɔbarima a wɔreware no, na wɔtaa wɔn akyi. Enti nguan foforo no kɔ Nkaedi no ase efisɛ wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ wɔdɔ Kristo ne wɔn a wɔasra wɔn no, na wɔtaa wɔn akyi. Bio nso, nguan foforo no kɔ Nkaedi no ase de kyerɛ sɛ wɔn ani sɔ Yesu afɔre a ama ayɛ yiye sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asase so no. Ade foforo a ehia a ɛno nti nguan foforo no kɔ Nkaedi no ase ne sɛ, wɔyɛ saa de di Yesu ahyɛde so. Bere a Yesu ne n’asomafo anokwafo no dii Awurade Anwummeduan a edi kan no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.” (1 Kor. 11:23-26) Enti mpɛn dodow a wɔn a wɔasra wɔn no bi da so wɔ asase so de, nguan foforo no bɛkɔ so ara akɔ Awurade Anwummeduan no ase. w21.01 17-18 ¶13-14
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 9) Yohane 12:12-19; Marko 11:1-11
Benada, April 12
Eyi ne ɔkwan a wɔnam so yii Onyankopɔn dɔ kyerɛɛ yɛn. Ɛne sɛ, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa.—1 Yoh. 4:9.
Ɔdɔ kann de, nneyɛe na yɛde kyerɛ. (Fa toto Yakobo 2:17, 26 ho.) Yɛnhwɛ Yehowa sei. Ɔdɔ yɛn. (1 Yoh. 4:19) Waka nsɛm a ɛyɛ dɛ akyerɛ yɛn wɔ Bible mu de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. (Dw. 25:10; Rom. 8:38, 39) Nanso, ɛnyɛ nea Onyankopɔn aka nko ara nti na yegye di sɛ ɔdɔ yɛn. Mmom, nea Yehowa ayɛ nso ma yehu sɛ ɔdɔ yɛn. Yehowa maa ne Ba a ɔdɔ no no behuu amane, na owu maa yɛn. (Yoh. 3:16) Wei ma yehu ampa sɛ Yehowa dɔ yɛn paa! Sɛ yetie Yehowa ne Yesu a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. (Yoh. 14:15; 1 Yoh. 5:3) Bio nso, Yesu hyɛɛ da ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnnodɔ yɛn ho. (Yoh. 13:34, 35) Ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ yɛn nuanom Kristofo sɛ yɛdɔ wɔn. Nanso, ɛnsɛ sɛ ɛso hɔ ara. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nneyɛe nso kyerɛ wɔn sɛ yɛdɔ wɔn. (1 Yoh. 3:18) w21.01 9 ¶6; 10 ¶8
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 10) Yohane 12:20-50
Wukuda, April 13
Mefrɛ mo nnamfo.—Yoh. 15:15.
Kristofo a wɔde honhom kronkron asra wɔn no wɔ anidaso sɛ wɔne Yesu bɛtena daa, na wɔne no bedi ade wɔ Onyankopɔn Ahenni mu. Wɔne Kristo bɛtena ankasa; wobehu no, wɔne no bɛkasa, na wɔne no bɛbɔ. (Yoh. 14:2, 3) Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no nso, Yesu bɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn na ɔbɛma n’ani aku wɔn ho. Ɛwom sɛ wɔrenhu Yesu de, nanso esiane asetena pa a Yehowa ne Yesu bɛma wɔanya nti, wɔne Yesu adamfofa mu bɛyɛ den da biara da. (Yes. 9:6, 7) Sɛ yɛpene so sɛ yɛbɛfa Yesu adamfo a, yebenya nhyira pii. Ebi ne sɛ, ɛnnɛ, ɔda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn na ɔboa yɛn. Ɛma yenya hokwan sɛ yɛbɛtena ase daa. Nea ɛsen biara no, yɛne Yesu fa adamfo a, ɛbɛma yɛanya agyapade a ɛkyɛn so; yɛne Yesu Agya Yehowa ntam bɛyɛ kama. Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ wɔbɛfrɛ yɛn Yesu nnamfo! w20.04 25 ¶15-16
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 11) Luka 21:1-36
Yawda, April 14
Wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.—1 Kor. 15:22.
Ɔsomafo Paul kyerɛw ne krataa no kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ Korinto no. Ná saa Kristofo yi benya owusɔre akɔ soro. Ná ‘wɔatew wɔn ho wɔ Kristo Yesu mu, na na wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ akronkronfo.’ Afei Paul kaa “wɔn a Kristo mu wɔdedae wɔ owu mu” ho asɛm. (1 Kor. 1:2; 15:18; 2 Kor. 5:17) Paul kyerɛw wɔ ne krataa foforo mu sɛ, ‘wɔn a wɔne Yesu ayɛ biako wɔ ɔkwan a ɔfaa so wui mu no, wɔne no bɛyɛ biako wɔ ne nyan nso mu.’ (Rom. 6:3-5) Wonyan Yesu sɛ honhom ma ɔkɔɔ soro. Enti wɔn a ‘wɔwɔ Kristo mu,’ kyerɛ sɛ, Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no, ɛno ne akatua a wobenya. Paul kaa sɛ, wonyan Kristo sɛ “wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no aba a edi kan. (1 Kor. 15:20) Yesu ne obi a odi kan a wonyan no sɛ honhom na wɔmaa no daa nkwa. w20.12 5-6 ¶15-16
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 12) Mateo 26:1-5, 14-16; Luka 22:1-6
NKAEDI DA
Bere a Owia Akɔtɔ
Fida, April 15
‘Yɛne Awurade bɛtena daa.’—1 Tes. 4:17.
Ɛnnɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no mu bi wie ne som adwuma wɔ asase so, kyerɛ sɛ, sɛ owu a, amonom hɔ ara wonyan no ma ɔkɔ soro. Asɛm a ɔsomafo Paul kaa wɔ 1 Korintofo 15:51, 52 no ma yehu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Sɛ wonyan Kristo nuanom yi kɔ soro a, wɔn ani begye paa. Bible ma yehu adwuma a wɔn a wɔbɛsesã “anibu mu” no bɛyɛ wɔ soro. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea odi nkonim na odi me nnwuma akyi kosi awiei no, mɛma no amanaman no so tumi, na ɔde dade poma bɛka nnipa no na wɔabubu wɔn asinasin te sɛ anwenne, sɛnea me nso minyaa no m’Agya hɔ no.”—Adi. 2:26, 27. w20.12 12 ¶14-15
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 13) Mateo 26:17-19; Marko 14:12-16; Luka 22:7-13 (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 14) Yohane 13:1-5; 14:1-3
Memeneda, April 16
Wɔanyan Kristo afi awufo mu.—1 Kor. 15:20.
Bere a ɔsomafo Paul frɛɛ Yesu “aba a edi kan” no, na ɔrekyerɛ sɛ ɛno akyi no, wobenyan ebinom afi awufo mu ama wɔakɔtena soro. Ná asomafo ne afoforo a ‘wɔwɔ Kristo mu’ no bɛkɔ akɔka Yesu ho. (1 Kor. 15:18) Bere a ɛsɛ mu no, na wobenya owusɔre a ɛte sɛ Yesu de no ara. Bere a Paul kyerɛw krataa kɔmaa Korintofo no, na wonnya nnyan wɔn a ‘wɔwɔ Kristo mu’ no mu biara nkɔɔ soro. Mmom Paul kaa sɛ ebesi daakye. Ɔkaa sɛ: “Obiara ne ne gyinabea: Kristo ne aba a edi kan no, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no adi hɔ wɔ ne mmae mu.” (1 Kor. 15:23; 1 Tes. 4:15, 16) Ɛnnɛ yɛte Kristo “mmae” a wɔhyɛɛ ho nkɔm no mu. Enti na ɛsɛ sɛ asomafo no ne Kristofo afoforo a wɔde honhom asra wɔn a wowui no twɛn kosi Kristo mmae no ansa na wɔanyan wɔn ama wɔakɔ soro. Saa bere no, ‘wɔne Yesu bɛyɛ baako wɔ ne nyan nso mu.’—Rom. 6:5. w20.12 5 ¶12; 6 ¶16-17
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 14) Yohane 19:1-42
Kwasida, April 17
Wodua no nea ɛporɔw mu; wonyan no nea ɛmporɔw mu.—1 Kor. 15:42.
Ná ɔsomafo Paul reka obi a wonyan no ma onya nipadua a obetumi de atena soro, kyerɛ sɛ, “honhom nipadua.” (1 Kor. 15:43, 44) Bere a na Yesu wɔ asase so no, na ɔwɔ honam nipadua. Nanso bere a wonyan no no, ‘ɔbɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa,’ na ɔsan kɔɔ soro. Saa ara na sɛ wonyan Kristofo a wɔasra wɔn no a, wobenya nipadua a ebetumi ama wɔatena soro. Paul kyerɛɛ mu sɛ: “Sɛnea yɛhyɛɛ nea wɔde dɔte yɛɛ no no suban no, saa ara na yɛbɛhyɛ nea ofi soro no nso suban.” (1 Kor. 15:45-49) Kae sɛ, wonyan Yesu no, na onni honam nipadua. Paul kaa no pen sɛ: “Honam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn ahenni” a ɛwɔ soro no. (1 Kor. 15:50) Asomafo no ne wɔn a wɔasra wɔn a wɔaka no, sɛ wonyan wɔn a ɛnyɛ honam ne mogya a ɛporɔw na wɔde bɛkɔ soro. w20.12 10-11 ¶10-12
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 15) Mateo 27:62-66 (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 16) Yohane 20:1
Dwoda, April 18
Owu, wo nkonimdi wɔ he? Owu, ade a wode wowɔ no wɔ he?—1 Kor. 15:55.
Tete Kristofo no bere so no, Onyankopɔn maa Yesu asuafo no bi kyerɛw sɛnea wobenyan ebinom akɔ soro no ho asɛm. Ɔsomafo Yohane kyerɛɛ mu sɛ: “Seesei yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso nea yɛbɛyɛ nnya nnaa adi. Yenim sɛ bere biara a wobeyi no adi no, yɛbɛyɛ sɛ ɔno.” (1 Yoh. 3:2) Enti Kristofo a wɔasra wɔn no nnim sɛnea wɔbɛyɛ bere a wɔanyan wɔn akɔ soro no. Nanso wobehu Yehowa bere a wɔanya wɔn akatua no. Bible ka ho asɛm kakra. Wɔn a wɔasra wɔn no bɛka Yesu ho ma “watu aban ne tumi ne ahoɔden nyinaa agu.” “Owu” a ɔyɛ “ɔtamfo a otwa to” no nso ka ho. Awiei koraa no, Yesu ne wɔn a wɔbɛka ne ho adi ade no, wɔde wɔn ho ne nneɛma nyinaa bɛhyɛ Yehowa ase. (1 Kor. 15:24-28) Ɛbɛyɛ anigye bere paa! w20.12 8 ¶2
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 16) Yohane 20:2-18
Benada, April 19
Mewɔ anidaso . . . sɛ bere bi bɛba a atreneefo ne wɔn a wɔnyɛ atreneefo bɛsɔre afi awufo mu.—Aso. 24:15.
Kristofo anokwafo a wonni anidaso sɛ wɔne Kristo bɛtena soro no nso ɛ? Wɔn nso wɔ anidaso sɛ, sɛ wowu a, wobenya owusɔre. Bible ka sɛ ɔsomafo Paul ne afoforo a wɔbɛkɔ soro no benya “owusɔre a edi kan no.” (Filip. 3:11) Wei ma yehu sɛ owusɔre foforo bedi ɛno akyi. Ná Hiob wɔ saa anidaso no. (Hiob 14:15) “Wɔn a wɔyɛ Kristo dea . . . wɔ ne mmae mu” no bɛka Yesu ho wɔ soro ama wɔatu aban ne tumi ne ahoɔden nyinaa agu. “Ɔtamfo a otwa to” a ɔne “owu” mpo, wobeyi no afi hɔ. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro no renwu bio. (1 Kor. 15:23-26) Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no, asɛm a Paul kae a yɛresusuw ho nnɛ no betumi ama wɔanya anidaso. Enti yehu paa sɛ ɛnyɛ ade a wɔn a wɔnteɛ no betumi akɔ soro, enti asɛm a Paul kae no, ɛfa wɔn a wobenyan wɔn aba asase yi so daakye no ho. w20.12 6-7 ¶18-19
Wukuda, April 20
[Kristo dɔɔ] me na ɔde ne ho too hɔ maa me.—Gal. 2:20.
Ebia yebebisa yɛn ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn ahu paa sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔde me bɔne kyɛ me?’ Sɛ yebisa saa asɛm no a, ɛkyerɛ sɛ Yehowa betumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn. Mfe pii a abɛsen kɔ no, Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ: ‘Ebia subammɔne bi agye ntini paa wɔ wo mu, na woayɛ biara sɛ wubegyae nanso ɛnyɛ yiye; wotare biara a na awae. Nka sɛ woayɛ bɔne a wɔmfa mfiri. Saa pɛpɛɛpɛ na Satan pɛ sɛ wususuw. Awerɛhow a wudi, ne wo bo a efuw wo ho no nkutoo mpo kyerɛ sɛ wonkɔɔ akyiri dodo. Ɛnsɛ sɛ wobrɛ sɛ wode ahobrɛase bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn akɔsrɛ no sɛ ɔmfa mfiri wo, ɔmma wo ho ntew, na ɔmmoa wo.’ Ansa na ɔsomafo Paul rebɛyɛ Kristoni no, ɔyɛɛ nneɛma bɔne pii. Paul kaee nneɛma bɔne a ɔyɛe no. (1 Tim. 1:12-15) Ohui sɛ agyede no yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama no. Enti Paul ammu ne ho fɔ antra so, mmom ɔkɔɔ so yɛɛ nea obetumi nyinaa som Yehowa. w20.11 27 ¶14; 29 ¶17
Yawda, April 21
Enti sɛ mo mu bi hia nyansa a, ma ɔnkɔ so mmisa Onyankopɔn, na ɔde bɛma no, efisɛ oyi ne yam kyɛ nnipa nyinaa ade a animtiaabu biara nnim.—Yak. 1:5.
Satan de nneɛma bebree sɔ yɛn hwɛ na ama yɛayɛ bɔne. Ɛba saa a, dɛn na yɛyɛ? Ɛnyɛ den sɛ yebenya adwene sɛ saa nneɛma yi nyɛ bɔne ankasa. Ebia yɛbɛka sɛ: ‘Sɛ meyɛ wei a, wɔrentu me mfi asafo no mu. Ɛnde sɛ ɛnyɛ bɔne a emu yɛ duru.’ Ɛyɛ mfomso kɛse sɛ obi bedwen saa. Ehia sɛ yebisa yɛn ho nsɛm yi: ‘Satan pɛ sɛ ɔde wei sɔ me hwɛ ma me koma mu kyɛ anaa? Sɛ midi akɔnnɔ bɔne akyi a, ɛbɛma magu Yehowa din ho fĩ anaa? Sɛ meyɛ saa a, ɛbɛma m’abɛn Onyankopɔn anaa ɛbɛma me ne ne ntam asɛe?’ Dwinnwen nsɛm a ɛte saa ho. Bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo nyansa na worebua nsɛmmisa yi a, woannaadaa wo ho. Woyɛ saa a, ebetumi abɔ wo ho ban paa. Ebetumi aboa wo na sɛ biribi sɔ wo hwɛ a, woanyɛ bɔne. Saa na Yesu yɛe. Ɔkaa sɛ: “Fi me so kɔ, Satan!” (Mat. 4:10) Kae sɛ, sɛ obi ma ne koma mu kyɛ a, ɛremmoa no. w20.06 12-13 ¶16-17
Fida, April 22
‘Meka kyerɛ mo mu biara sɛ, ɛnsɛ sɛ obu ne ho tra nea ɛsɛ. Mmom onnwen na onnya adwene a emu da hɔ.’—Rom. 12:3.
Yenim sɛ Yehowa na onim nea ɛyɛ ma yɛn, enti yɛbrɛ yɛn ho ase di ne mmara so. (Efe. 4:22-24) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛde nea yɛpɛ bɛto nkyɛn na yɛayɛ nea Yehowa pɛ, na yɛabu afoforo nso sɛ wɔkyɛn yɛn. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛne Yehowa ne yɛn nuanom Kristofo ntam ayɛ papa. (Filip. 2:3) Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yebesuasua nnipa a wɔwɔ Satan wiase no mu a wɔyɛ ahantan ne pɛsɛmenkominya no. Ɛbɛyɛ sɛ tete Kristofo no bi suasuaa saa suban no, efisɛ ɔsomafo Paul kyerɛw Romafo no sɛ: ‘Meka kyerɛ mo mu biara sɛ ommmu ne ho nntra nea ɛsɛ; na mmom onnwen nnya anidahɔ adwene.’ Paul gye toom sɛ ehia sɛ yebu yɛn ho de, nanso sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛbɛboa yɛn na yɛammu yɛn ho antra so. w20.07 2 ¶1-2
Memeneda, April 23
Ná asomdwoe wɔ asaase no so. Obiara ne no ammedi ako.—2 Be. 14:6.
Asomdwoe a Ɔhene Asa nyae wɔ ne bere so no antena hɔ ankyɛ, ɛbaa awiei. Etiopiafo asraafo bɛboro ɔpepem baako baa wɔn so. Ná wɔn sahene Sera wɔ ahotoso paa sɛ ɔne n’asraafo betumi adi Yudafo no so nkonim. Nanso Asa de, ɔde ne ho too Yehowa ne Nyankopɔn so, na ɛnyɛ asraafo dodow a na ɔwɔ no so. Asa bɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa yɛn Nyankopɔn, boa yɛn, na wo so na yɛde yɛn ani ato; wo din mu na yɛaba saa dɔm yi so.” (2 Be. 14:11) Ɛwom sɛ wode Etiopiafo asraafo no toto Asa asraafo no ho a, na wɔyɛ Asa asraafo no bɛyɛ mmɔho mmienu. Nanso na Asa nim sɛ Yehowa wɔ ahoɔden ne tumi a ɔde bɛko agye Ne nkurɔfo, na Yehowa nso amma ne nsa ansi fam. Etiopiafo asraafo no dii nkogu pɔtɔɔ. (2 Be. 14:8-13) Ɛwom, yennim nea ɛbɛto yɛn mu biara daakye. Nanso nea yenim ne sɛ, asomdwoe a Onyankopɔn nkurɔfo wɔ no rentena hɔ daa. Momma yɛnkae sɛ Yesu ka too hɔ sɛ, nna a edi akyiri mu no, “aman nyinaa bɛtan” n’asuafo.—Mat. 24:9. w20.09 17-18 ¶14-16
Kwasida, April 24
Adapaatwa . . . yɛ anigyesɛm ma me.—2 Kor. 12:10.
Obiara nni hɔ a ɔpɛ sɛ obi bedidi no atɛm. Nanso, sɛ yɛn atamfo didi yɛn atɛm, na yɛma nea wɔka no haw yɛn dodo a, ebetumi ama yɛn abam abu. (Mmeb. 24:10) Ɛnde, sɛ yɛn atamfo didi yɛn atɛm a, ɛsɛ sɛ yebu no sɛn? Sɛnea ɔsomafo Paul yɛe no, sɛ ‘wɔbɔ wo ahohora’ anaa wodidi wo atɛm a, ‘ma w’ani nnye.’ Adɛn ntia? Efisɛ sɛ nkurɔfo didi yɛn atɛm na wɔsɔre tia yɛn a, ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ Yesu asuafo ampa. (1 Pet. 4:14) Yesu kaa sɛ wɔbɛtaa n’akyidifo. (Yoh. 15:18-20) Saa na wɔde yɛɛ tete Kristofo no. Saa bere no, wɔn a na Greekfo amammerɛ agye wɔn adwene no, na wobu Kristofo sɛ wonnim nhoma na wɔn so nni mfaso. Yudafo no nso, na wobu Kristofo no sɛ nnipa a “wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa.” Saa na na wobu Petro ne Yohane. (Aso. 4:13) Nnipa ani so de, na Kristofo no yɛ mmerɛw. Ná wɔmmfa wɔn ho nhyɛ amanyɔsɛm mu, na na wɔnkɔ ko nso. Ná wɔmfa wɔn nyɛ hwee. Bere a nkurɔfo kekaa tete Kristofo no ho nsɛmmɔne no, ɛma wogyaee Yesu akyi di anaa? Daabi. w20.07 14-15 ¶3-4
Dwoda, April 25
Momma yɛnkɔ so nnodɔ yɛn ho, efisɛ ɔdɔ fi Onyankopɔn. Na obiara a ɔwɔ ɔdɔ no, Onyankopɔn na awo no, na onim Onyankopɔn.—1 Yoh. 4:7.
Ná ɔsomafo Yohane dɔ ne nuanom paa na na ɔpɛ sɛ wɔn gyidi yɛ den. Afotu a ɛwɔ nkrataa mmiɛnsa a ɔkyerɛwee no mu no ma yehu saa. Mmarima ne mmea a wɔasra wɔn a wɔne Kristo bedi ade wɔ soro no, wɔn nso te sɛ Yohane. Sɛnea na Yohane te nka wɔ ne nuanom ho no, saa ara na mmarima ne mmea a wɔasra wɔn a wɔne Kristo bedi ade no nso te nka. Wei hyɛ yɛn nkuran paa! (1 Yoh. 2:27) Momma yɛmfa afotu a ɔde mae no nyɛ adwuma. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛnantew nokware no mu na yɛatie Yehowa wɔ biribiara mu. Sua Onyankopɔn Asɛm na gye di. Ma gyidi a wowɔ wɔ Yesu mu no nyɛ den. Nnye nnipa nyansa ne awaefo nkyerɛkyerɛ nni. Ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na wanni bɔne ansie, na afei nso ɛnsɛ sɛ woma obiara piapia wo ma woyɛ bɔne. Fa Yehowa akwankyerɛ bɔ wo bra. Bio nso, sɛ yɛn nuanom yɛ ade ma ɛyɛ yɛn yaw a momma yɛmfa nkyɛ wɔn, na yɛmmoa wɔn a wɔn ho akyere wɔn. Yɛyɛ saa a, yɛbɛboa wɔn ama wɔn gyidi ayɛ den. Yɛyɛ wei nyinaa a, ɛmfa ho ɔhaw biara a yɛrehyia no, yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu. w20.07 24-25 ¶15-17
Benada, April 26
Onyankopɔn ahyehyɛ nipadua akwaa no biara sɛnea ɔpɛ.—1 Kor. 12:18.
Yehowa dɔ ne nkoa a woyi wɔn yam som no no. Enti wama wɔn kwan ama wɔabɛka n’asafo no ho. Nanso yɛn nyinaa som bo, na yɛn mu biara hia ne yɔnko. Ɔsomafo Paul sii so dua sɛ yɛn mu biara nni hɔ a obetumi ahwɛ onua anaa onuawa bi anim aka sɛ: “Minhia wo.” (1 Kor. 12:21) Sɛ asomdwoe bɛtena asafo no mu a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛn mu biara ho hia na yɛbom yɛ adwuma. (Efe. 4:16) Sɛ yɛbom na yɛde baakoyɛ yɛ adwuma a, ɛma obiara a ɔwɔ asafo no mu te nka sɛ ne nuanom dɔ no. Asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ asafo biara mu no, Yehowa na ɔde ne honhom kronkron paw wɔn. Nanso ɛsono obiara ne ne dom akyɛde ne nea ɔbɔ mu mmɔden. (1 Kor. 12:17) Wɔn mu bi wɔ hɔ a wɔpaw wɔn nkyɛe nti wonni suahu papa. Ebinom nso wɔ hɔ a, onyin ne yare nti wontumi nyɛ pii. Nanso, ɛnsɛ sɛ asafo mu panyin biara hwɛ ne yɔnko asafo mu panyin na ɔka sɛ, “Minhia wo.” Mmom, ɛsɛ sɛ asafo mu panyin biara de afotu a Paul de mae wɔ Romafo 12:10 no yɛ adwuma. w20.08 26 ¶1-2, 4
Wukuda, April 27
Sɛnea wiase te no resesa.—1 Kor. 7:31.
Yehowa nam n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asaase so no so ma yɛn akwankyerɛ a ɛboa yɛn ma yɛfa nkwa kwan no so. Sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no de Bible nkyerɛkyerɛ bi ho nkyerɛkyerɛmu foforo ma yɛn anaa wɔde sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra ho akwankyerɛ ma yɛn a, yegye tom na yɛde yɛ adwuma. Nanso sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no yɛ nsakrae bi na ɛka yɛn asetena a, dɛn na ɛyɛ a yɛyɛ? Wei ho nhwɛso ne sɛ, sɛ wɔka sɛ wɔretɔn Ahenni Asa a yehyiam wɔ hɔ a, dɛn na yɛbɛyɛ? Sɛ yɛkae sɛ yɛreyɛ adwuma ama Yehowa na ɔno na ɔrekyerɛ n’ahyehyɛde no kwan a, ɛbɛma yɛakɔ so anya anigye. (Kol. 3:23, 24) Ɔhene Dawid yɛɛ wei ho nhwɛso bere a oyii sika ma wɔde sii asɔrefie no. Ɔkaa sɛ: “Hena ne me, na hena ne me man, na yɛanya ahoɔden afi yɛn pɛ mu ayi ntoboa sɛɛ? Wo na ade nyinaa wɔ wo, na wo ara wo nsam na efi na yɛasan de ama wo.” (1 Be. 29:14) Yɛn nso sɛ yeyi ntoboa a, yɛde nea Yehowa de ama yɛn resan ama no. Nanso sɛ yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn sika boa Yehowa adwuma a, ɛma n’ani gye paa.—2 Kor. 9:7. w20.11 22-23 ¶14-16
Yawda, April 28
Nea ɔhwɛ omununkum no, ɔrentwa nnɔbae.—Ɔsɛnk. 11:4.
Yɛn Yehowa Adansefo de, ɛnyɛ nnipa dodow a yɛboa wɔn ma wɔbɛsom Onyankopɔn na ɛkyerɛ sɛ yɛn asɛnka adwuma no rekɔ yiye. (Luka 8: 11-15) Sɛ yɛkɔ so ka asɛmpa no na yɛkyerɛkyerɛ afoforo a, ɛbɛma Yehowa ahu sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no yiye. Adɛn ntia? Efisɛ nea Yehowa ne ne ba no aka sɛ yɛnyɛ no, ɛno ara na yɛreyɛ no. (Mar. 13:10; Aso. 5:28, 29) Esiane sɛ wiase awiei abɛn paa nti, saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ka asɛmpa no! Bere a aka a ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma a egye nkwa no sua koraa. Enti ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ yɛretwɛn ama nneɛma akɔ yiye wɔ yɛn asetena mu ansa na yɛayɛ saa adwuma a ɛho hia yi bi. Seesei paa na ɛsɛ sɛ woyere wo ho yɛ nneɛma a ɛbɛma w’ani agye asɛnka adwuma no ho. Afei nso, yere wo ho sua Bible no yiye, yɛ nneɛma a ɛbɛma woanya akokoduru, na bɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ wo ho so. Wo ne nnipa bɛboro ɔpepem nwɔtwe a wɔreyi nnipa no mmom nyɛ adwuma, na Yehowa bɛma w’ani agye. (Neh. 8:10; Luka 5:10) Yere wo ho yɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu kosi sɛ ɛbɛba awiei. w20.09 7 ¶18-20
Fida, April 29
Nea wɔde ahyɛ wo nsa no, bɔ ho ban.—1 Tim. 6:20.
Ɛnsɛ sɛ yɛma ahonyade twetwe yɛn adwene. “Ahonyade nnaadaa” betumi ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ano abrɛ ase. Afei nso, ɛremma yɛn ani nnye ho sɛ yɛbɛkenkan Bible mpo na yɛde akyerɛkyerɛ afoforo. (Mat. 13:22) Nneɛma a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ so yiye. Enti sɛ yehu sɛ asiane reba a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho biribi ntɛm. Yɛn nso sɛ yɛkɔ Intanɛt so, yɛrehwɛ sini anaa TV so dwumadi bi na sɛ mpofirim aguamansɛm, awudisɛm, anaa awaefo nsɛm bi ba so a, ɛsɛ sɛ yedi kan hu nea yɛbɛyɛ. Sɛ yedi kan hu nea ebetumi asi a, yebetumi ayɛ ho biribi ntɛm na ansɛe yɛne Yehowa ntam na yɛn ho akɔ so atew wɔ Yehowa ani so. (Dw. 101:3; 1 Tim. 4:12) Nneɛma a ɛsom bo a Yehowa de ama yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ so yiye. Ɛno ne nokware a ɛwɔ Bible mu a ɛsom bo no ne hokwan a yɛanya sɛ yɛde bɛkyerɛkyerɛ afoforo. Yɛyɛ saa a, yebenya ahonim pa ne akomatɔyam wɔ asetena mu. Afei nso, yɛn ani begye sɛ yɛaboa afoforo ama wɔabehu Yehowa. w20.09 30 ¶16-19
Memeneda, April 30
Wode w’ani behu wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no.—Yes. 30:20.
Woabɔ asu anaa? Sɛ woayɛ saa a, ɛnde woama afoforo ahu sɛ wugye Yehowa di, na wopɛ sɛ wo ne n’ahyehyɛde no bɔ na wosom no. Ɛnnɛ, sɛnea Yehowa kyerɛ n’ahyehyɛde no kwan no, ɛma yehu sɛnea ne suban te, nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ, ne sɛnea ɔpɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra. Sɛ yɛhwɛ Yehowa ahyehyɛde no a, ɛma yehu sɛnea ne suban te. Momma yensusuw emu mmiɛnsa ho. Nea edi kan, “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim.” (Aso. 10:34) Yehowa dɔ yɛn nti, ɔde ne Ba no yɛɛ “agyede maa nnipa nyinaa.” (1 Tim. 2:6; Yoh. 3:16) Yehowa ma ne nkurɔfo ka asɛmpa no kyerɛ obiara a obetie sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii betumi anya agyede no so mfaso. Nea ɛto so mmienu, Yehowa yɛ asomdwoe Nyankopɔn na ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. (1 Kor. 14:33, 40) Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ n’asomfo bɛyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe na wɔyɛ wɔn biribiara pɛpɛɛpɛ. Nea ɛto so mmiɛnsa, Yehowa ne ‘Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini’ no. (Yes. 30: 21) Ɛno nti na n’ahyehyɛde no de asi n’ani so sɛ ɛbɛma Yehowa asomfo de Bible no akyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu ne asɛnka adwuma no mu. w20.10 20 ¶1-3