Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es22 kr. 47-57
  • May

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • May
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • Kwasida, May 1
  • Dwoda, May 2
  • Benada, May 3
  • Wukuda, May 4
  • Yawda, May 5
  • Fida, May 6
  • Memeneda, May 7
  • Kwasida, May 8
  • Dwoda, May 9
  • Benada, May 10
  • Wukuda, May 11
  • Yawda, May 12
  • Fida, May 13
  • Memeneda, May 14
  • Kwasida, May 15
  • Dwoda, May 16
  • Benada, May 17
  • Wukuda, May 18
  • Yawda, May 19
  • Fida, May 20
  • Memeneda, May 21
  • Kwasida, May 22
  • Dwoda, May 23
  • Benada, May 24
  • Wukuda, May 25
  • Yawda, May 26
  • Fida, May 27
  • Memeneda, May 28
  • Kwasida, May 29
  • Dwoda, May 30
  • Benada, May 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2022
es22 kr. 47-57

May

Kwasida, May 1

Ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase maa wɔn.—Luka 2:51.

Bere a Yesu yɛ abofra no, ɔbrɛɛ ne ho ase maa n’awofo. Wannya adwene sɛ ɔwɔ nimdeɛ sen n’awofo, enti ɔrentie wɔn asɛm. Esiane sɛ Yesu na na ɔyɛ abakan nti, yebetumi aka sɛ wantoto n’asɛyɛde ase. Ɔyeree ne ho suaa adwuma fii ne papa Yosef hɔ na ama watumi ahwɛ n’abusua. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu awofo kaa sɛnea wɔwoo no anwonwakwan so ne asɛm a Onyankopɔn abɔfo ka faa ne ho no kyerɛɛ no. (Luka 2:8-19, 25-38) Yesu amfa no sɛ nea wɔaka akyerɛ no no ara dɔɔso, na mmom ɔno ankasa nso suaa Kyerɛwnsɛm no. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Yesu yɛ obi a osua Onyankopɔn asɛm no yiye? Bere a Yesu da so yɛ abofra no, “sɛnea na n’adwenem dɔ na oyi nsɛm ano no maa” akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ Yerusalem no “ho dwiriw wɔn.” (Luka 2:46, 47) Bere a na Yesu adi mfe 12 pɛ no, na wasua ade ahu sɛ Yehowa yɛ n’Agya.—Luka 2:42, 43, 49. w20.10 29-30 ¶13-14

Dwoda, May 2

Wɔanyan Kristo afi awufo mu.—1 Kor. 15:12.

Ade titiriw a ɛma Kristofo gye di sɛ wobenyan awufo ne sɛ, wogye di sɛ wonyan Yesu fii awufo mu. Bere a Paul kaa owusɔre ho asɛm no, mfiase pɛɛ na ɔma yehuu nokwasɛm mmiɛnsa bi. Ɛno ne sɛ, (1) “Yɛn bɔne nti na Kristo wui.” (2) “Wosiee no.” (3) “Da a ɛto so mmiɛnsa no, wonyan no, sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no.” (1 Kor. 15:3, 4) Dɛn na Yesu wu, ne sie, ne ne wusɔre ma yehu? Odiyifo Yesaia hyɛɛ Mesia no ho nkɔm sɛ, ‘wobetwa no afi ateasefo asase so’ na ‘wɔasie no wɔ abɔnefo mu.’ Nanso ɛnyɛ ɛno nko. Yesaia ka kaa ho sɛ, Mesia no ‘bɛsoa nnipa pii bɔne.’ Yesu yɛɛ saa bere a ɔde ne nkwa mae sɛ agyede no. (Yes. 53:8, 9, 12; Mat. 20:28; Rom. 5:8) Yɛwɔ anidaso sɛ wobegye yɛn afi bɔne ne owu nsam, na yɛbɛsan ahyia yɛn adɔfo a wɔawuwu no bio. Enti Yesu wu, ne sie, ne ne wusɔre no ma yenya awerɛhyem paa sɛ, yɛn anidaso no bɛba mu. w20.12 2-3 ¶4-6; 5 ¶11

Benada, May 3

Sɛ yɛreka obi a ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho ɔhonam mu a, anka ɛyɛ me. Sɛ onipa foforo biara te nka sɛ ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho ɔhonam mu a, mewɔ nea ɛkyɛn saa.—Filip. 3:4.

Ná ɔsomafo Paul taa ka asɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ Yudafo hyia adan mu. Bere a ɔkɔɔ hyiadan mu wɔ Tesalonika no, “ɔde homeda abiɛsa ne [Yudafo no] susuw nsɛm ho fii Kyerɛwnsɛm no mu.” (Aso. 17:1, 2) Esiane sɛ na Paul yɛ Yudani nti, ɛbɛyɛ sɛ ɔkɔɔ hyiadan no mu no, wammɔ hu. (Aso. 26:4, 5) Ná Paul nim sɛnea Yudafo no te, enti otumi nyaa akokoduru kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn. (Filip. 3:5) Bere a nkurɔfo sɔre tiaa Paul ma ofii Tesalonika ne Beroia no, ɔkɔɔ Atene. Ɛha nso, ɔne “Yudafo ne nnipa a aka a wɔsom Onyankopɔn no susuw nsɛm ho wɔ hyiadan no mu.” (Aso. 17:17) Nanso, bere a Paul kɔkaa asɛm no wɔ gua so no, na ɛsono nnipa a na wɔwɔ hɔ no. Ná nnipa a wɔwɔ hɔ no bi yɛ nyansapɛfo ne Amanaman mufo a na wobu asɛm a Paul reka no sɛ “nkyerɛkyerɛ foforo.” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woreka nsɛm bi a ɛyɛ foforo koraa wɔ yɛn asom.”—Aso. 17:18-20. w20.04 9 ¶5-6

Wukuda, May 4

Sɛ mepɛ sɛ meyɛ nea eye a, nea enye na ɛwɔ me mu.—Rom. 7:21.

Sɛ ɛyɛ den sɛ wubedi wo mmerɛwyɛ bi so a, nnya adwene sɛ wo so nni mfaso. Kae sɛ yɛn mu biara nni hɔ a n’ankasa mmɔdenbɔ betumi ama wayɛ ɔtreneeni wɔ Onyankopɔn ani so; mmom yɛn mu biara hia Onyankopɔn adom a ɔnam agyede no so de ma no. (Efe. 1:7; 1 Yoh. 4:10) Yebetumi akɔ yɛn nuanom Kristofo nkyɛn ama wɔahyɛ yɛn nkuran! Sɛ yɛrekasa a, wɔbɛyɛ aso atie yɛn na wɔbɛka nsɛm de akyekye yɛn werɛ ama yɛn ani agye. (Mmeb. 12:25; 1 Tes. 5:14) Joy yɛ onuawa bi a ɔwɔ Nigeria. Ne haw ne sɛ, ɛnkyɛ na n’abam abu. Nea ɔkae ni: “Manhyia anuanom a, anka mɛyɛ dɛn? Sɛnea me nuanom hyɛ me nkuran no ma mihu paa sɛ Yehowa tie me mpaebɔ. Ama me nso mahu sɛnea mɛkyekye wɔn a wɔn nso abam abu no werɛ.” Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na yɛn nuanom behu sɛ yehia nkuranhyɛ. Enti ebia ebehia sɛ yɛn ara yɛkɔ yɛn nua bi a ne ho akokwaw nkyɛn na yɛka yɛn haw kyerɛ no ma ɔboa yɛn. w20.12 23-24 ¶7-8

Yawda, May 5

Mefrɛ mo nnamfo.—Yoh. 15:15.

Mpɛn pii no, sɛ wopɛ sɛ wo ne obi fa adamfo a, ade a edi kan a wobɛyɛ ne sɛ, wubenya bere ama no na wo ne no abɔ. Sɛ mobɔ nkɔmmɔ na obiara ka nea odwen ho ne nea wafa mu ho asɛm a, ɛma mofa adamfo. Nanso sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yesu fa adamfo a, yehyia nsɛnnennen. Emu baako ne sɛ yenhyiaa Yesu da. Asomafo no bere so nso, Kristofo pii anhyia Yesu da. Nanso ɔsomafo Petro kaa sɛ: “Ɛwom sɛ munhuu no da de, nanso modɔ no. Seesei munhu no de, nanso mugye no di.” (1 Pet. 1:8) Enti, ɛmfa ho sɛ yenhyiaa Yesu da no, yebetumi ne Yesu afa adamfo. Afei nso yentumi ne Yesu nkasa. Sɛ yɛbɔ mpae a, yɛka yɛn asɛm kyerɛ Yehowa. Ɛwom, yɛbɔ mpae wɔ Yesu din mu, nanso ɛnyɛ ɔno na yɛka yɛn asɛm kyerɛ no. Nokwasɛm ne sɛ, Yesu mpɛ sɛ yɛbɔ no mpae. Adɛn ntia? Efisɛ wobɔ obi mpae a, ɛkyerɛ sɛ woresom no, na Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no. (Mat. 4:10) Nanso, biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yesu. w20.04 20 ¶1-3

Fida, May 6

[Onyankopɔn bɛma] mo ase atim, ɔbɛma moayɛ den.—1 Pet. 5:10.

Ná mmirikatufo a wosi akan wɔ Greece no brɛ na na wɔte yaw, nanso na ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho. Nea na ebetumi aboa wɔn ne wɔn ankasa ahoɔden ne sɛnea wɔbɛteɛteɛ wɔn apɔw mu yiye. Yɛte sɛ saa mmirikatufo yi, efisɛ yɛn nso wɔretete yɛn ama yɛatumi atu nkwa mmirika no. Nanso yɛwɔ biribi a mmirikatufo nni. Yebetumi anya ahoɔden afi Yehowa hɔ. Yehowa nso de, ne tumi nni ano. Ɔhyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yɛde yɛn ho to no so a, ɛnyɛ ntetee nko ara na ɔde bɛma yɛn, na mmom ɔbɛma yɛayɛ den! Ɔsomafo Paul hyiaa ɔhaw pii. Nkurɔfo didii no atɛm na ebi nso tan n’ani. Afei nso, ɛtɔ da a na ɔte nka sɛ wayɛ mmerɛw, na ɔkaa sɛ “ɔhonam mu nsɔe” bi nso reteetee no. (2 Kor. 12:7) Nanso, sɛ́ anka ɔbɛma ɔhaw yi abu n’abam no, ohui sɛ wei bɛma wanya hokwan de ne ho ato Yehowa so. (2 Kor. 12:9, 10) Esiane sɛ Paul nyaa saa adwene no nti, Yehowa boaa no ma otumi gyinaa ɔhaw a ohyiae nyinaa ano. w20.04 29 ¶13-14

Memeneda, May 7

‘Obiara rentumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no twe no.’—Yoh. 6:44.

Yɛanya hokwan ne Yehowa, Yesu, ne abɔfo no ‘abom reyɛ adwuma.’ Wei nso yɛ akyɛde a yɛmfa yɛn ani nhu. (2 Kor. 6:1) Bere biara a yɛbɛkɔ asɛnka no, na yɛne wɔn reyɛ adwuma. Paul kaa sɛ, ɔne wɔn a wɔyɛ saa adwuma yi bi no yɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” (1 Kor. 3:9) Sɛ yɛyɛ ɔsom adwuma a wɔde ama Kristofo yi bi a, yɛyɛ Yesu mfɛfo adwumayɛfo nso. Kae sɛ bere a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔnkɔ nkɔyɛ aman nyinaa n’asuafo’ no, ɔka kaa ho sɛ, “me ne mo wɔ hɔ.” (Mat. 28:19, 20) Dɛn na abɔfo no nso yɛ? Abɔfo no kyerɛ yɛn kwan bere a yɛreka “daa asɛmpa . . . akyerɛ wɔn a wɔte asase so” no. Wei yɛ anigyesɛm paa! (Adi. 14:6) Dɛn na mmoa a yenya fi soro no boa yɛn ma yetumi yɛ? Sɛ yegu Ahenni aba no a, aba no bi gu nnipa a wɔwɔ koma pa mu ma enyin. (Mat. 13:18, 23) Hena na ɔma nokware aba no nyin na ɛsow aba? Yesu kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ɛnnɛ asɛm yi mu. w20.05 30 ¶14-15

Kwasida, May 8

Munnyae sɛ moma wiase yi kyerɛ mo kwan.—Rom. 12:2.

Ɛnnɛ, awaregyae ama mmusua ɔpepem pii mu akyekyɛ. Mmusua a wɔte fie baako mu mpo, wobɛhwɛ na obiara nam ne kwan. Ɔbarima bi a ɔde abusua mu afotu ma nkurɔfo kaa sɛ: “Agya, ɛna, ne mmofra no, obiara mfa ne yɔnko ho. Mmom kɔmputa, tablɛt, mobal fon, ne video game na abɛyɛ wɔn nnamfo. Enti wɔn nyinaa te fie baako mu de, nanso obiara nnim ne yɔnko yiye.” Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ wiase yi mu nnipa a wonni dɔ no. Mmom, ɛsɛ sɛ yenya ayamhyehye ma yɛn abusuafo ne yɛn nuanom Kristofo nyinaa anaa yɛpɛ wɔn asɛm. (Rom. 12:10) Sɛnea yɛpɛ yɛn abusuafo a wɔbɛn yɛn paa asɛm no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛpɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm paa; wɔyɛ yɛn abusuafo wɔ honhom fam. Sɛ yɛpɛ wɔn asɛm a, ɛma yɛn nyinaa de anigye ne baakoyɛ som Yehowa.—Mika 2:12. w21.01 20 ¶1-2

Dwoda, May 9

Ma memfa me koma nyinaa nsuro wo din.—Dw. 86:11.

Sɛ baakoyɛ wɔ bɔɔlbɔ kuw bi mufo mu a, ɛnyɛ den sɛ wobedi nkonim asen bɔɔlbɔ kuw bi mufo a wɔne wɔn ho nka. Sɛ wo nsusuwii, nea wopɛ, ne sɛnea wote nka nyinaa ne Yehowa akwankyerɛ hyia a, ɛnde na wo koma te sɛ bɔɔlbɔ kuw a wobetumi adi nkonim no. Kae sɛ, nea Satan pɛ ara ne sɛ ɔbɛma wo koma mu akyɛ. Ɔmpɛ sɛ wode Yehowa akwankyerɛ bɛyɛ adwuma, na mmom ɔpɛ sɛ wudi wo nsusuwii, ne nea wopɛ akyi. Nanso sɛ wubetumi asom Yehowa a, ɛsɛ sɛ woma wo koma di mũ. (Mat. 22:36-38) Ɛnsɛ sɛ woma Satan kwan ma ɔma wo koma mu kyɛ da! Bɔ Yehowa mpae sɛnea Dawid yɛe no. Ɔkaa sɛ: “Ma me koma koro ma ensuro wo din.” Fa yɛ wo botae sɛ wode mpae yi mu nsɛm bɛbɔ wo bra. Fa si w’ani so sɛ da biara gyinae biara a wubesi no, sɛ́ ɛyɛ ketewa anaa kɛse no, wode bɛkyerɛ sɛ wubu Yehowa din kronkron no. Woyɛ saa a, esiane sɛ woyɛ Yehowa Danseni nti, ɛbɛma Yehowa din no ho atew. (Mmeb. 27:11) Na yɛn nyinaa betumi aka asɛm a odiyifo Mika kae no bi. Ɔkaa sɛ: “Yɛbɛnantew Yehowa yɛn Nyankopɔn din mu daa daa.”—Mika 4:5. w20.06 13 ¶17-18

Benada, May 10

Ɔde abufuw kɛse bɛkɔ sɛ ɔrekɔsɛe nnipa pii na wakunkum wɔn nyinaa.—Dan. 11:44.

Sɛ atifi fam hene no ne aban ahorow a aka no tow hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, ɛbɛma ade nyinaa so Tumfoɔ no bo afuw paa, na afei Harmagedon ko no befi ase. (Adi. 16:14, 16) Saa bere no, atifi fam hene no ne aman a wɔka ne ho ma wɔyɛ Gog a ofi Magog no awiei bɛba, na “ɔrennya ɔboafo biara.” (Dan. 11:45) Sɛnea atifi fam hene no ne aman a wɔtaa n’akyi no awiei bɛba ne sɛnea wobegye yɛn nkwa no Daniel 12:1 ka ho asɛm pii. Dɛn na saa kyerɛwsɛm yi kyerɛ? Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Hene seesei no, ne din foforo ne Mikael. ‘Wagyina hɔ ama’ Onyankopɔn nkurɔfo fi afe 1914 bere a wɔde n’Ahenni no sii hɔ wɔ soro no. Ɛrenkyɛ koraa, ‘ɔbɛsɔre agyina’ anaa ɔbɛsɛe n’atamfo wɔ Harmagedon ko no mu. Saa ɔko yi na ɛbɛyɛ ade a etwa to a ebesi “ahohia” bere a ebi mmae da a Daniel kaa ho asɛm no.—Adi. 6:2; 7:14. w20.05 15-16 ¶15-17

Wukuda, May 11

Wɔde Yosef kɔɔ Egypt.—Gen. 39:1.

Bere a na Yosef yɛ akoa, ne bere a wɔde no kɔtoo afiase nyinaa, na biribiara nni hɔ a obetumi ayɛ de agye ne ho afi saa tebea no mu. Dɛn na ɛboaa no ma ɔde anigye gyinaa saa tebea no ano? Sɛ́ anka Yosef de n’adwene besi nneɛma a ontumi nyɛ so no, ɔyeree ne ho yɛɛ adwuma a na wɔde ahyɛ ne nsa no. Yosef hui sɛ, Yehowa ne Obi a ne ho hia paa wɔ n’asetenam. Wei nti, biribiara a Yosef yɛe no, Yehowa hyiraa so. (Gen. 39:21-23) Yosef asɛm no ma yehu sɛ yɛte wiase bɔne mu, na nkurɔfo ne yɛn nni no yiye. Yɛn nua Kristoni bi mpo betumi ayɛ ade ama ahye yɛn. Nanso sɛ yehu sɛ Yehowa yɛ yɛn Botan anaa yɛn Guankɔbea a, ɛremma yɛn abam mmu, na yɛrennyae Yehowa som nso da. (Dw. 62:6, 7; 1 Pet. 5:10) Kae nso sɛ, bere a Yehowa maa Yosef soo dae no, na wadi bɛyɛ mfe 17. Wei ma yehu sɛ Yehowa wɔ ahotoso wɔ mmabun a wɔsom no no mu. Ɛnnɛ, mmabun pii te sɛ Yosef, na wɔwɔ Yehowa mu gyidi. Wɔn mu pii wɔ hɔ a, esiane sɛ wɔpɛ sɛ wodi Onyankopɔn nokware nti, wɔabu wɔn atɛnkyea de wɔn agu afiase.—Dw. 110:3. w20.12 16 ¶3; 17 ¶5, 7

Yawda, May 12

Wɔfrɛɛ asomafo no hwee wɔn. Na wɔka kyerɛɛ wɔn denneennen sɛ wonnyae Yesu din ho asɛm ka.—Aso. 5:40.

Esiane sɛ na ɔsomafo Petro ne ɔsomafo Yohane di Yesu akyi na wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo Yesu ho asɛm nti, na wɔtan wɔn ani. Nanso na wobu no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wɔbɛtan wɔn ani. (Aso. 4:18-21; 5:27-29, 41, 42) Biribiara nni hɔ a na ɛsɛ sɛ ɛma asuafo no ani wu. Ewiee ase no, tete Kristofo a na wobu wɔn animtiaa yi, nea wɔyɛ de boaa nkurɔfo no, ɛkyɛn nea wɔn atamfo no yɛe koraa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nhoma a Onyankopɔn maa saa Kristofo yi bi kyerɛwee no, besi nnɛ nyinaa ɛreboa nnipa ɔpepem pii ama wɔanya anidaso. Ahenni a na wɔbɔ ho dawuru no nso, afi ase redi tumi na ɛrenkyɛ ebedi adesamma nyinaa so. (Mat. 24:14) Nanso Roma aban a na ɛredi Kristofo ani no de, ayera nsesa mu. Afei nso, saa asuafo a wodii nokware no redi hene wɔ soro seesei. Nanso wɔn atamfo no de, wɔawuwu. Na sɛ ɛba sɛ wonyan wɔn mpo a, Ahenni a Kristofo a wɔtan wɔn no bɔɔ ho dawuru no na ebedi wɔn so.—Adi. 5:10. w20.07 15 ¶4

Fida, May 13

Na [Abraham retwɛn] kurow a ɛwɔ fapem a ɛyɛ den no. Onyankopɔn na ɔyɛɛ saa kurow no na ɔkyekyee.—Heb. 11:10.

Ná Abraham gye Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no di araa ma wobɛka sɛ gyama ohu onii a Wɔasra No anaa Mesia a na ɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no. Wei nti Yesu bere so no, ɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Mo agya Abraham dii anidaso a na ɔwɔ sɛ obehu me da no mu ahurusi, na ohu dii ahurusi.” (Yoh. 8:56) Enti ɛda adi sɛ, na Abraham nim sɛ daakye n’asefo benya Ahenni bi a Yehowa bɛhyehyɛ no mu kyɛfa. Wei nti, anhaw no sɛ ɔbɛtwɛn akosi sɛ saa bɔhyɛ no bɛba mu. Dɛn na Abraham yɛ de kyerɛe sɛ na ɔretwɛn “kurow” anaa Ahenni a Onyankopɔn ankasa akyekye? Nea edi kan, Abraham amfa ne ho anhyɛ asase so ahenni biara ase. Ná odi atutena, enti wanhyɛ da antena ɔman baako bi mu sɛ ɔreboa ɛhɔ hene no. Afei nso, ɔno ara ansi ne ho hene. Mmom, ɔkɔɔ so tiee Yehowa na ɔtwɛnee sɛ Yehowa bɛma ne bɔhyɛ aba mu. Nea Abraham yɛe yi ma yehu sɛ na ogye Yehowa di paa. w20.08 3 ¶4-5

Memeneda, May 14

Nea wawu no, wɔde ne bɔne akyɛ no.—Rom. 6:7.

Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, sɛ Yesu redi ade wɔ asase so a, obiara renka sɛ: “Meyare.” (Yes. 33:24) Enti, wɔn a wobenyan wɔn no benya apɔwmuden. Nanso ebegye bere ansa na wɔayɛ pɛ. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ wɔyɛ pɛ amonom hɔ ara a, ɛbɛyɛ den ama wɔn adɔfo sɛ wobehu wɔn. Kristo Mfirihyia Apem no mu no, nkakrankakra nnipa nyinaa bɛyɛ pɛ. Mfirihyia apem no ba n’awiei a, Yesu bɛsan de Ahenni no ama n’Agya. Sɛ Yesu yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ Ahenni no ama nnipa ayɛ pɛ na awie n’adwuma. (1 Kor. 15:24-28; Adi. 20:1-3) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ bere a woahyia w’adɔfo a wɔanyan wɔn no. W’ani begye ama woasu anaa anka wobɛserew? Anaa w’ani begye ama woayi Yehowa ayɛ? Ɛno de yennim, nanso nea yenim ne sɛ, owusɔre no bɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn Agya a odwen yɛn ho ne ne ba no ayɛ kɛse. w20.08 16-17 ¶9-10

Kwasida, May 15

Obiara wɔ ɔno ara n’akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Oyi de yɛ sɛɛ, ɛnna obi nso de yɛ sɛɛ.—1 Kor. 7:7.

Ɔsomafo Paul hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wonsusuw ho nhwɛ sɛ wobetumi asom Yehowa a wɔrenware anaa. (1 Kor. 7:8, 9) Biribiara kyerɛ sɛ, Paul ammu Kristofo a na wɔnwaree no animtiaa. Ná Timoteo yɛ aberante a ɔnwaree, nanso Paul de adwuma a ɛho hia paa hyɛɛ ne nsa. (Filip. 2:19-22) Ɛno nti, ɛnyɛ papa sɛ yebenya adwene sɛ, sɛ obi nwaree a ɔmfata sɛ wɔde hokwan bi hyɛ ne nsa. (1 Kor. 7:32-35, 38) Yesu ne Paul ankyerɛkyerɛ da sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ware anaa ɛnsɛ sɛ wɔware. Ɛnde, dɛn na yebetumi aka afa aware ne sigyadi ho? Ɔwɛn-Aban a ɛbaa October 1, 2012 no buaa saa asɛmmisa yi yiye paa. Ɛkaa sɛ: “Nea ɛwom ara ne sɛ yebetumi aka sɛ [aware ne sigyadi] nyinaa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ . . . Afei nso, Yehowa mmu [sigyadi] sɛ biribi a ɛma obi ani wu anaa ne werɛ how.” Saa asɛm no nti, ɛsɛ sɛ yebu anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu a wɔnwaree no. w20.08 28 ¶8-9

Dwoda, May 16

Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho de obiara nnim, . . . gye Agya no nko ara.—Mat. 24:36.

Wokɔ aman bi so a, nkurɔfo ani gye ho sɛ wobetie asɛmpa no. Ɛno ara ne asɛm a wɔrepɛ atie! Baabi nso wɔ hɔ a, nkurɔfo mfa Onyankopɔn anaa Bible no nyɛ hwee. Na wɔn a wɔte wo mpɔtam nso ɛ? Sɛ wotie oo, wɔantie oo, Yehowa pɛ sɛ yɛkɔ so ka asɛm no kosi sɛ ɔno ara bɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛawie. Sɛ bere a Yehowa ahyɛ no so a, ɔbɛma yɛagyae asɛnka adwuma no, na afei “awiei no bɛba.” (Mat. 24:14) Yesu maa n’asuafo no huu nneɛma bi a ebesisi ne sɛnea nnipa bɛyɛ wɔn ade wɔ nna a edi akyiri no mu. Ɔkaa sɛ saa nneɛma yi betumi ayi n’akyidifo no adwene afi asɛnka adwuma no so. Otuu n’asuafo fo sɛ: “Monkɔ so nwɛn.” (Mat. 24:42) Nneɛma a amma Noa bere sofo antie kɔkɔbɔ a Noa de mae no, ɛnnɛ saa nneɛma no ara betumi atwetwe yɛn adwene. (Mat. 24:37-39; 2 Pet. 2:5) Enti yɛpɛ sɛ yɛde yɛn adwene si adwuma a Yehowa de ama yɛn sɛ yɛnyɛ no so. w20.09 8 ¶1-2, 4

Benada, May 17

Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase sɛ Kristo Yesu akyidifo nyinaa, nkurɔfo bɛtan wɔn ani.—2 Tim. 3:12.

Satan “bo afuw denneennen,” na sɛ yenya adwene sɛ ɔde yɛn ho bɛkyɛ yɛn a, ɛnde na yɛredaadaa yɛn ho. (Adi. 12:12) Ɛrenkyɛ koraa, wɔbɛsɔ yɛn mu biara gyidi ahwɛ. “Ahohiahia kɛse a, efi wiase mfitiase besi mprempren ebi nsii” da bɛba wiase nnansa yi ara. (Mat. 24:21) Saa bere no, ebia yɛn abusuafo betumi asɔre atia yɛn, na aban no nso betumi abara yɛn adwuma no. (Mat. 10:35, 36) Sɛnea Ɔhene Asa de ne ho too Yehowa so hwehwɛɛ mmoa ne ahobammɔ no, saa ara na yɛn mu biara bɛyɛ anaa? (2 Be. 14:11) Nea ɛrebobɔ ba no nti, Yehowa resiesie yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a, yɛn gyidi bɛyɛ den. Ɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so rema yɛn honhom fam “aduan bere a ɛsɛ mu.” Wei bɛboa ama yɛn gyidi akɔ so ayɛ den wɔ Onyankopɔn som mu. (Mat. 24:45) Nanso ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ ne fam de ma ne gyidi yɛ den wɔ Yehowa mu.—Heb. 10:38, 39. w20.09 18 ¶16-18

Wukuda, May 18

Ɔhene koma te sɛ asubɔnten wɔ Yehowa nsam. Baabi a Ɔpɛ biara na Ɔdan kɔ.—Mmeb. 21:1.

Sɛ Yehowa pɛ a, obetumi de ne honhom kronkron aka atumfoɔ ama wɔayɛ nea ɔpɛ. Nnipa betumi atwa amena adan asubɔnten bi ani akɔ baabi a wɔpɛ sɛ ɛkɔ. Saa ara nso na Yehowa betumi de ne honhom aka atumfoɔ ama wɔayɛ nea ɔpɛ. Yehowa yɛ saa a, ɛka atumfoɔ no ma wosi gyinae bi a ɛbɛboa Onyankopɔn nkurɔfo. (Fa toto Esra 7:21, 25, 26 ho.) Dɛn na yebetumi ayɛ? Sɛ ɛkɔba sɛ, ɛsɛ sɛ “ahene ne wɔn a wɔwɔ dibea a ɛkorɔn nyinaa” sisi gyinae a ebetumi aka yɛn som a, yebetumi abɔ mpae ama wɔn. (1 Tim. 2:1, 2, ase hɔ asɛm; Neh. 1:11) Sɛnea tete Kristofo no yɛe no, yebetumi abɔ Onyankopɔn mpae denneennen ama yɛn nuanom a wɔwɔ afiase no.—Aso. 12:5; Heb. 13:3. w20.11 15 ¶13-14

Yawda, May 19

[Monyɛ] aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu.—Mat. 28:19.

Sɛ wo na wo ne no suaa ade ma ɔbɔɔ asu a, ɛnde anigye a wubenya de yɛnnka! (1 Tes. 2:19, 20) Asuafo a wɔabɔ asu foforo no, wɔyɛ “adansedi krataa” ma wɔn a wɔne wɔn suaa ade no ne asafo mũ no nyinaa. (2 Kor. 3:1-3) Mfe nnan a atwam no, sɛ wokyɛ mu pɛpɛɛpɛ a, bosome biara na yɛyɛ Bible adesua 10,000,000 wɔ wiase nyinaa. Wei ma yɛn ani gye paa. Saa mfe nnan no ara mu no, wokyɛ mu pɛpɛɛpɛ a, afe biara nnipa bɛboro 280,000 na na wɔbɔ asu bɛyɛ Yehowa Adansefo ne Yesu Kristo asuafo. Bible asuafo ɔpepem pii a wonnya mmɔɔ asu no, yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn nso ama wɔabɔ asu? Yehowa anya nkurɔfo ho abotare, na wama wɔn bere ne hokwan sɛ wɔmmɛyɛ Kristo asuafo. Enti yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa boa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nkɔso abɔ asu ntɛm. Bere a aka no sua!—1 Kor. 7: 29a; 1 Pet. 4:7. w20.10 6 ¶1-2

Fida, May 20

Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ahobrɛasefo de, ɔdom wɔn.—Yak. 4:6.

Ɔhene Saul anyɛ nea Yehowa kae no. Bere a odiyifo Samuel kɔɔ Saul nkyɛn kɔkaa ne mfomso kyerɛɛ no no, Saul annye ne mfomso antom. Mmom ɔde nsɛm yiyii ne ho ano, na ɔma ɛyɛe sɛ asɛm biara nni nea ɔyɛe no ho, na ɔprɛw asɛm no too afoforo so. (1 Sam. 15:13-24) Ansa na saa asɛm yi rebesi no, na Saul ayɛ biribi a ɛte saa pɛn. (1 Sam. 13:10-14) Awerɛhosɛm ne sɛ ɔmaa ahantan gyee ntini wɔ ne komam. Wansesa n’adwene, enti Yehowa kaa n’anim na ɔpoo no. Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛasua biribi afi Saul asɛm no mu no, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho saa nsɛm yi: ‘Sɛ mekenkan afotusɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a, ɛyɛ a mede nsɛm yiyi me ho ano sɛnea ɛbɛyɛ a meremfa nyɛ adwuma anaa? Ɛyɛ a minya adwene sɛ nea mereyɛ no nhyɛ da nyɛ bɔne? Ɛyɛ a mede nea mereyɛ no ho asodi to afoforo so anaa?’ Sɛ yɛma nsɛmmisa yi biara ho mmuae sɛ yiw a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛsesa yɛn adwene ne yɛn suban. Anyɛ saa a, ahantan begye ntini wɔ yɛn komam ama Yehowa ne yɛn atwa adamfofa mu. w20.11 20 ¶4-5

Memeneda, May 21

Kae wo Bɔfo Kɛse no wɔ wo mmabunbere mu, ansa na amanehunu nna no aba, ansa na mfe bi aba ama woaka sɛ: “Minni ho anigye.”—Ɔsɛnk. 12:1.

Mmabun, monkyerɛ onii a mopɛ sɛ mosom no. Ɛsɛ sɛ w’ankasa wuhu Yehowa yiye, nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ, ne sɛnea ɛka w’asetena. (Rom. 12:2) Woyɛ saa a, wubetumi asi gyinae a ɛho hia sen biara wɔ w’asetenam; ɛno ne sɛ wobɛsom Yehowa. (Yos. 24:15) Sɛ wutumi yɛ nhyehyɛe sua ade na wokenkan Bible daa a, ɛbɛma woadɔ Yehowa paa na wo gyidi nso bɛyɛ den. Si gyinae sɛ wode nea Yehowa pɛ bedi kan wɔ w’asetena mu. Satan wiase no ka sɛ, sɛ wode wo dom akyɛde yɛ nea wopɛ a, w’ani begye. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wodi ahonyade akyi no, ‘wɔde yaw bebree wowɔ wɔn ho nyinaa.’ (1 Tim. 6:9, 10) Nanso sɛ wutie Yehowa na wode nea ɔpɛ di kan wɔ w’asetena mu a, ebesi wo yiye na ‘wobɛyɛ w’ade nyansam.’—Yos. 1:8. w20.10 30-31 ¶17-18

Kwasida, May 22

‘Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.’—Luka 4:43.

Tete Kristofo no bere so no, asɛmpa a Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfo no maa nnipa nyinaa nyaa anidaso. Ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔntoa adwuma a ɔhyɛɛ ase no so na wonni adanse ‘nkɔ asase ano nohoa.’ (Aso. 1:8) Nanso na wɔrentumi mfa wɔn ankasa ahoɔden nyɛ saa adwuma yi. Ná wobehia honhom kronkron, kyerɛ sɛ, “ɔboafo” a na Yesu de ahyɛ wɔn bɔ no. (Yoh. 14:26; Sak. 4:6) Honhom kronkron baa Yesu akyidifo no so Pentekoste afe 33 Y.B. Honhom kronkron no boaa wɔn ma wofii ase kaa asɛmpa no ntɛm ara, na bere tiaa mu no, nnipa mpempem gyee asɛmpa no toom. (Aso. 2:41; 4:4) Bere a nkurɔfo sɔre tiaa asuafo no, wɔammɔ hu, mmom wɔhwehwɛɛ mmoa fii Onyankopɔn hɔ. Wɔbɔɔ mpae sɛ: “Ma wo nkoa nkɔ so mfa akokoduru nyinaa nka w’asɛm.” Afei honhom kronkron hyɛɛ wɔn mã na wɔkɔɔ so de “akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm no.”—Aso. 4:18-20, 29, 31. w20.10 21 ¶4-5

Dwoda, May 23

‘Yɛn bɔne nti na Kristo wui, sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no. Na wonyan no.’—1 Kor. 15:3, 4.

Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa nyan Yesu baa nkwa mu bio? Nnipa pii de wɔn ani hui sɛ wɔanyan Yesu na wɔka kyerɛɛ afoforo. (1 Kor. 15:5-7) Wɔn a wɔde wɔn ani hui sɛ wɔanyan Yesu no, nea Paul dii kan kaa n’asɛm ne ɔsomafo Petro (Kefa). Asuafo no bi nso kaa sɛ, Petro huu Yesu a wɔanyan no no. (Luka 24:33, 34) Afei nso, “dumien no,” anaa asomafo no huu Yesu a wɔanyan no no. Ɛno akyi no, Kristo ‘yii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro ahanum bere koro mu.’ Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na wɔyɛɛ nhyiam a ɛmaa wɔn ani gyee wɔ Galilea a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 28:16-20 no. Yesu ‘yii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo’ a ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ Yesu nua no nso. Bere bi a atwam no, na Yakobo nnye nni sɛ Yesu ne Mesia no. (Yoh. 7:5) Bere a Yakobo hui sɛ wɔanyan Yesu no, afei de ogyee no dii. Anigyesɛm ne sɛ, bɛyɛ afe 55 Y.B. mu bere a Paul kyerɛw saa krataa no, na wɔn a wɔde wɔn ani huu Yesu wusɔre no mu pii da so te ase, enti sɛ na obi nnye nni sɛ wɔanyan Yesu a, na obetumi akobisa wɔn mu bi. w20.12 3 ¶5, 7-8

Benada, May 24

Sɛ ɔyare da mpa so a, Yehowa bɛhwɛ no.—Dw. 41:3.

Sɛ yɛyare, ɛnkanka sɛ yare no kɔyɛ koankorɔ a, etumi ma ɛyɛ den sɛ yebedwen yiye. Enti hwehwɛ mmoa fi Yehowa hɔ. Ɛwom, ɛnnɛ Yehowa nsa yɛn yare anwonwakwan so, nanso ɔkyekye yɛn werɛ, na obetumi ama yɛn ahoɔden a yɛde begyina mu. (Dw. 94:19) Ebi ne sɛ, sɛ yehia obi ama wayɛ fie nnwuma bi ama yɛn a, obetumi aka yɛn nuanom Kristofo koma ama wɔabɛboa yɛn. Obetumi nso aka yɛn nuanom koma ama wɔne yɛn abɔ mpae. Afei nso obetumi ama yɛakaakae awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ n’Asɛm Bible mu no bi. Ebi ne anidaso kɛse a yɛwɔ sɛ wiase foforo no mu no, yebenya asetena a edi mu, yɛrenyare na yɛrenni yaw bio. (Rom. 15:4) Nanso ebia yɛte nka sɛ yentumi nyɛ asɛnka adwuma no pii. Wɔde onuawa bi a wɔfrɛ no Laurel a na ɔwɔ United States hyɛɛ afiri bi a na ɛboa no ma otumi home mu. Enti ɔdaa faako saa mfe 37! Onyaa kokoram, wɔyɛɛ no oprehyɛn akɛse, na onyaa honam ani yare pii a wɔsa a ɛnkɔ. Nanso wei amma wanka n’ano antom. Nɛɛsefo ne wɔn a wɔbɛhwɛ no wɔ fie nyinaa, na odi wɔn adanse; ɔboaa nnipa 17 anaa nea ɛboro saa ma wobehuu nokware no! w20.12 24 ¶9; 25 ¶12

Wukuda, May 25

Yehowa wɔ m’afã; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?—Dw. 118:6.

Ná ɔsomafo Paul hia mmoa. Bɛyɛ afe 56 Y.B. no, nnipakuw bi twee no fii Yerusalem asɔrefie hɔ kɔɔ abɔnten, na wɔyɛe sɛ wobekum no. Da a edi hɔ a wɔde Paul kɔɔ Sanhedrin no anim no, anka n’atamfo retetew ne mu. (Aso. 21:30-32; 22:30; 23:6-10) Ɛbɛyɛ sɛ ɔsomafo Paul kaa wɔ ne tirim sɛ, ‘Enti mɛkɔ so agyina saa ɔhaw yi ano akosi da bɛn?’ Mmoa bɛn na Yesu de maa Paul? Wɔde Paul kɔtoo afiase, na anadwo a edi hɔ no, “Awurade” Yesu begyinaa ne nkyɛn ka kyerɛɛ no sɛ: “Nya akokoduru! Na sɛnea woadi me ho adanse fefeefe wɔ Yerusalem no, saa ara na ɛsɛ sɛ wudi adanse wɔ Roma nso.” (Aso. 23:11) Wei hyɛɛ Paul nkuran paa. Yesu kamfoo Paul wɔ adanse a odii wɔ Yerusalem no ho. Yesu hyɛɛ Paul bɔ sɛ obedu Roma dwoodwoo, na obedi adanse wɔ hɔ nso. Bere a Yesu hyɛɛ Paul den akyi no, ɛbɛyɛ sɛ Paul koma tɔɔ ne yam te sɛ abofra a ne papa de no abɔ ne bo. w20.11 12 ¶1; 13 ¶3, 4

Yawda, May 26

Saa anidaso a yɛwɔ yi, . . .  etim hɔ na enhinhim.—Heb. 6:19.

Anidaso a Ahenni no ama yɛanya no te sɛ “ɔkra sɛkyɛ,” na sɛ yehyia nsɛnnennen anaasɛ adwinnwen bi bɛtɔ yɛn so a, ɛma yɛtena ase komm. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ daakye, nneɛma a ɛma adwinnwen hyɛ yɛn so nyinaa befi hɔ. Ɛyɛ a dwinnwen saa bɔhyɛ no ho. (Yes. 65:17) Wo de, fa no sɛ wowɔ wiase foforo no mu, na ɔhaw a yɛfrɛ no ɔhaw de, wo ne no too nkwanta a, moapae; asomdwoe nko ara. (Mika 4:4) Sɛ woka wiase foforo no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a, ɛno nso bɛhyɛ w’anidaso no mu den paa. Yɛ nea wubetumi biara ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo, na yɛ asuafoyɛ adwuma no bi. Sɛ woyɛ saa a, wubetumi anya “anidaso no mu awerɛhyem a edi mũ akosi ase.” (Heb. 6:11) Bere a wiase yi rekeka kɔ n’awiei no, yebehyia ɔhaw bebree a ebetumi akɔfa adwinnwen abɛto yɛn so. Sɛ saa ɔhaw no ba a, yɛamfa yɛn ho anto yɛn ankasa ahoɔden so, na mmom yɛde yɛn ho to Yehowa so, na yɛyɛ komm a, ɛno na ɛbɛboa yɛn. Momma yɛnkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa bɔhyɛ yi mu gyidi: “Motena ase komm de mo ho to me so a, mubenya ahoɔden.”—Yes. 30:15. w21.01 7 ¶17-18

Fida, May 27

Yehowa wɔ ayamhyehye.—Yak. 5:11.

Hyɛ no nsow sɛ Yakobo 5:11 de Yehowa ayamhyehye bataa ne suban foforo bi a ɛtwe yɛn bɛn no ho. Ɛno ne ne mmɔborɔhunu. (Ex. 34:6) Ɔkwan baako a Yehowa fa so da mmɔborɔhunu adi kyerɛ yɛn ne sɛ, ɔde yɛn mfomso kyɛ yɛn. (Dw. 51:1) Sɛ Bible ka mmɔborɔhunu ho asɛm a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ yɛde obi mfomso bɛkyɛ no. Obi a ɔwɔ mmɔborɔhunu no, ohu sɛ obi rehu amane a, ɔte nka ma no paa, na ɛka no ma ɔyɛ biribi boa no. Yehowa ama yɛahu sɛ, ayamhyehye a ɔwɔ ma yɛn no, ɛkyɛn nea ɔbaatan wɔ ma ne ba koraa. (Yes. 49:15) Enti sɛ yɛrehu amane a, Yehowa mmɔborɔhunu nti ɔboa yɛn. (Dw. 37:39; 1 Kor. 10:13) Yɛn nso, sɛ yɛwɔ mmɔborɔhunu a, yɛde yɛn nuanom Kristofo mfomso bɛkyɛ wɔn, na yɛremfa nhyɛ yɛn mu. (Efe. 4:32) Nanso ade titiriw a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ mmɔborɔhunu ne sɛ, yɛn nuanom Kristofo rehu amane a, yɛbɛyɛ biribi aboa wɔn. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa. Sɛnea Yehowa dɔ nnipa no, ebi nni baabiara.—Efe. 5:1. w21.01 21 ¶5

Memeneda, May 28

‘Kristo gyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.’—1 Pet. 2:21.

Nneɛma bi wɔ hɔ a enni sɛ abusua ti yɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ ɔrepɛ sika ahwɛ n’abusua nti, ɔde ne ti bɛhyɛ adwumam ma enti ɔrennya bere mpo mmoa n’abusua mma wɔnsom Yehowa yiye, na ɔrennya bere nhwɛ mma wɔn ani nnye, na ɔrentete wɔn. Yehowa tete yɛn na ɔteɛ yɛn so. Ɔpɛ yɛn yiye nti na ɔyɛ weinom nyinaa. (Heb. 12:7-9) Yesu te sɛ ne papa, enti wɔn a ɔhwɛ wɔn so no, ɔtete wɔn wɔ ɔdɔ mu. (Yoh. 15:14, 15) Sɛ ohu biribi a enye a, ɔmfa nsie, oyi anim ka. Nanso ne yam ye. (Mat. 20:24-28) Onim sɛ bɔne wɔ yɛn ho, enti yedi mfomso. (Mat. 26:41) Abusua ti a osuasua Yehowa ne Yesu no, ɔkae sɛ ne yere ne ne mma yɛ nnipa; wodi mfomso, enti ‘ɔremma ne bo mfuw wɔn denneennen.’ (Kol. 3:19) Mmom ɔde nnyinasosɛm a ɛwɔ Galatifo 6:1 no yɛ adwuma na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde “odwo honhom” begye wɔn asi yiye, efisɛ onim sɛ ɔno nso tumi di mfomso. Sɛnea Yesu yɛe no, ɛsɛ sɛ abusua ti no hu sɛ ɔkwampa a obetumi afa so akyerɛkyerɛ ne sɛ ɔno ankasa de nea ɔreka no bɛyɛ adwuma w21.02 6 ¶16-18

Kwasida, May 29

Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ.—Dw. 150:6.

Obi biara a ɔwɔ asafo no mu ne obiara a obegye Yesu adi no, Yehowa nam agyede no so atua ne nkwa ho ka. (Mar. 10:45; Aso. 20:28; 1 Kor. 15:21, 22) Esiane sɛ Yesu na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn nti, ɛfata sɛ wɔapaw no sɛ asafo no ti. Ɛno nti Yesu na ɔwɔ tumi sɛ ɔhyehyɛ mmara na ɔkyerɛ sɛnea ankorankoro, mmusua, ne asafo no nyinaa bɛbɔ wɔn bra. Ɔno ara nso na ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔhwɛ ma mmara no yɛ adwuma. (Gal. 6:2) Nanso ɛnyɛ mmara nko ara na Yesu hyehyɛ ma yɛn. Mmom, ɔhwɛ yɛn nyinaa yiye, na n’ani ku yɛn ho. (Efe. 5:29) Nea anuanom mmea yɛ de kyerɛ sɛ wobu Kristo ne sɛ, mmarima a Kristo apaw wɔn sɛ wɔnhwɛ asafo no so no, wotie wɔn akwankyerɛ. Ade a anuanom mmarima betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wogye tiyɛ nhyehyɛe no tom ne sɛ wobedi anuanom mmea ni na wɔanya obu ama wɔn. Tiyɛ nhyehyɛe no, sɛ asafo no mufo nyinaa te ase na wogye tom a, ɛma asomdwoe ba asafo no mu. Ne kɛse koraa ne sɛ, yɛnam so yi yɛn Agya a ɔwɔ soro Yehowa a ɔdɔ yɛn no ayɛ. w21.02 18-19 ¶14-17

Dwoda, May 30

Dawid bisaa Yehowa.—1 Sam. 30:8.

Bere a Dawid ne ne mmarima kɔbɔɔ wɔn ho aguaa wɔ Filistifo asase so no, da bi, wogyaw wɔn yerenom ne wɔn mma hɔ kɔɔ ɔko. Bere a wɔkɔe no, atamfo bɛfom wɔn nneɛma, na wɔfaa wɔn yerenom ne wɔn mma kɔe. Anka Dawid betumi anya adwene sɛ esiane sɛ waben wɔ akodi mu nti, nea ɛbɛyɛ biara obetumi afa kwan bi so akogye wɔn yerenom ne wɔn mma, nanso wanyɛ saa. Mmom ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔnkyerɛ no nea ɔnyɛ. Dawid bisaa Yehowa sɛ: “Mintiw afowfo yi anaa?” Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔnkɔ, na ɔmaa no awerɛhyem sɛ obedi nkonim. (1 Sam. 30:7-10) Dɛn na wubetumi asua afi saa asɛm no mu? Sɛ worebesi gyinae a, bisa ebinom adwene. Mmerante ne mmabaa, mo ne mo awofo nnwen ho. Sɛ wo ne asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ suahu nso ka ho asɛm a, wobetumi ama wo afotu pa. Yehowa wɔ mpanyimfo no mu awerɛhyem na wo nso wubetumi anya wɔn mu awerɛhyem. Yehowa bu wɔn sɛ wɔyɛ “akyɛde” ma asafo no. (Efe. 4:8) Sɛ wusuasua wɔn gyidi na wutie afotu pa a wɔde ma wo no a, ɛbɛboa wo. w21.03 4-5 ¶10-11

Benada, May 31

[Biribiara] rentumi ntew yɛn mfi Onyankopɔn dɔ . . . ho.—Rom. 8:38, 39.

Yesu kaa sɛ, sɛ yesua biribi na yɛamfa anyɛ adwuma a, yɛte sɛ obi a ɔresi ne dan wɔ anwea so. Ɔyɛ adwumaden paa, nanso ne nyinaa yɛ ɔbrɛgu. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ osu yiri na mframa denneennen bɔ na ɛbɛbɔ ɔdan no a, ebedwiriw agu. (Mat. 7:24-27) Saa ara na sɛ yɛamfa nea yɛasua no anyɛ adwuma a, yɛabrɛ agu; ɛso remma yɛn mfaso biara. Sɛ yehyia ɔhaw bi anaa nkurɔfo tan yɛn ani a, esiane sɛ yɛn gyidi nyɛ den nti, yɛrentumi nnyina ano. Nanso sɛ yesua ade na yɛde yɛ adwuma a, ɛma yesisi gyinae pa, yenya asomdwoe pii, na yɛn gyidi nso yɛ den. (Yes. 48:17, 18) Sɛ sɔhwɛ to yɛn na yebetumi akɔ so adi nokware a, ehia sɛ yɛbɔ Yehowa mpae na yɛde yɛn ho to no so, na yesua n’Asɛm Bible no daa. Ɛsɛ sɛ bere nyinaa yɛkae sɛ, ade baako a ehia paa a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa rennyaw yɛn hɔ da. Afei nso, obiara nni hɔ a obetumi ayɛ biribi ama Yehowa agyae dɔ a ɔdɔ yɛn no.—Heb. 13:5, 6. w21.03 15 ¶6; 18 ¶20

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena