Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es22 kr. 57-67
  • June

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • June
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • Wukuda, June 1
  • Yawda, June 2
  • Fida, June 3
  • Memeneda, June 4
  • Kwasida, June 5
  • Dwoda, June 6
  • Benada, June 7
  • Wukuda, June 8
  • Yawda, June 9
  • Fida, June 10
  • Memeneda, June 11
  • Kwasida, June 12
  • Dwoda, June 13
  • Benada, June 14
  • Wukuda, June 15
  • Yawda, June 16
  • Fida, June 17
  • Memeneda, June 18
  • Kwasida, June 19
  • Dwoda, June 20
  • Benada, June 21
  • Wukuda, June 22
  • Yawda, June 23
  • Fida, June 24
  • Memeneda, June 25
  • Kwasida, June 26
  • Dwoda, June 27
  • Benada, June 28
  • Wukuda, June 29
  • Yawda, June 30
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2022
es22 kr. 57-67

June

Wukuda, June 1

Yɛyeree yɛn ho kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo. Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yekum yɛn ho nso maa mo.—1 Tes. 2:8.

Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo ma wɔn Bible asuafo hu sɛ wodwen wɔn ho paa. Hu sɛ wɔn nso betumi abɛyɛ wo nuanom daakye. Nnamfo a na wɔne wɔn bɔ kan no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobegyae wɔn akyi di na wɔayɛ nsakrae biara a ehia sɛ wɔyɛ na wɔatumi asom Yehowa. Adawurubɔfo a wɔkyerɛkyerɛ yiye no, wɔde wɔn asuafo kyiakyia asafo no mufo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso betumi aboa wɔn ama wɔabɛn Yehowa. Sɛ yɛyɛ saa a ɛbɛma osuani no ne Onyankopɔn asomfo abɔ, na wobetumi aboa no ma ɔne Onyankopɔn afa adamfo, na sɛ ohyia ɔhaw nso a wobetumi ahyɛ no nkuran. Yɛpɛ sɛ yɛma osuani biara te nka sɛ ɔka asafo no ho na ɔyɛ yɛn nua Kristoni. Yɛpɛ sɛ ɔdɔ a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom Kristofo ntam no twetwe no ma ɔbɛka yɛn ho. Ɛba saa a, nnipa a wɔma ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛsom Yehowa no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ obegyae wɔn akyi di. (Mmeb. 13:20) Sɛ nnamfo a na ɔne wɔn bɔ kan no twe wɔn ho mpo a, obehu sɛ obetumi anya nnamfo pa wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu.—Mar. 10:29, 30; 1 Pet. 4:4. w20.10 17 ¶10-11

Yawda, June 2

Wɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa ama me.—Mat. 28:18.

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa ntam yɛ kama a, ɛsɛ sɛ yɛne Yesu fa adamfo. Adɛn ntia? Momma yensusuw nneɛma mmienu ho. Nea edi kan, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Agya no ankasa pɛ mo asɛm, efisɛ mopɛ m’asɛm.” (Yoh. 16:27) Yesu san kaa sɛ: “Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.” (Yoh. 14:6) Sɛ wopɛ sɛ wofa Yehowa adamfo na woanni kan ne Yesu amfa adamfo a, ɛte sɛ nea wopɛ sɛ wokɔ dan bi mu a woremfa ɔpon a ɛda ano no mu. Yesu de mfatoho bi a ɛte saa yɛɛ adwuma bere a ɔkaa sɛ ɔno ne “nguan no pon no.” (Yoh. 10:7) Nea ɛto so mmienu ne sɛ, Yesu suasuaa n’Agya suban pɛpɛɛpɛ. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no nso.” (Yoh. 14:9) Enti ɔkwan titiriw baako a yebetumi afa so ahu Yehowa ne sɛ yebesua Yesu asetena ho ade. Bere a yɛresua Yesu ho ade nyinaa, na ɔdɔ a yɛwɔ ma no no nso reyɛ kɛse. Sɛ yɛne Yesu adamfofa mu yɛ den paa a, ɛbɛma yɛadɔ n’Agya nso paa. w20.04 21-22 ¶5-6

Fida, June 3

Mmerɛwyɛ . . . yɛ anigyesɛm ma me. Efisɛ meyɛ mmerɛw a, ɛno mmom na minya ahoɔden.—2 Kor. 12:10.

Woaka mpa mu anaa wote mmubuafo akongua mu? Wo kotodwe mu agugow anaa w’ani nhu ade papa? Sɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na woatumi ne mmerante ne mmabaa ne wɔn a wɔte apɔw atu mmirika? Nokwasɛm ne sɛ wubetumi ayɛ aboro so! Wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a yare ama wɔayɛ mmerɛw pii retu mmirika wɔ ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so. Ɛkaa wɔn nko ara ahoɔden a, anka wɔrentumi ntu saa mmirika yi. Nanso wɔma Yehowa hyɛ wɔn den; wotie Kristofo nhyiam no wɔ telefon so, anaa wɔhwɛ asafo nhyiam no video a wɔatwe agu afiri so. Afei nso, wɔka asɛmpa no kyerɛ adɔkotafo, nɛɛsefo, ne wɔn abusuafo. Sɛ ɔhaw bi a worehyia nti wuntumi nyɛ nea wopɛ sɛ woyɛ nyinaa wɔ Yehowa som mu a, ɛnsɛ sɛ woma w’abam bu na woka sɛ wunni ahoɔden a wode betu mmirika wɔ ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so. Yehowa dɔ wo efisɛ wowɔ ne mu gyidi na wode animia asom no abesi saa bere yi. Wuhia ne mmoa seesei sen bere biara, na ɔrennyaw wo. (Dw. 9:10) Mmom, ɔbɛbɛn wo paa. w20.04 29-30 ¶16-17

Memeneda, June 4

Asɛmpa no nti na meyɛ ade nyinaa, na ama matumi aka bi akyerɛ afoforo.—1 Kor. 9:23.

Nsɛm bɛn na wubetumi ne obi a ɔpɛ nyamesom asusuw ho? Hwɛ sɛ wubehu nsɛm bi a wo ne n’adwene hyia wɔ ho. Ebia ogye di sɛ ɔsom Onyankopɔn, anaa ogye tom sɛ Yesu ne adesamma Agyenkwa. Ebi nso a ogye di sɛ yɛte wiase bɔne mu na ɛrenkyɛ ɛbɛba awiei. Sɛ wuhu nea wo ne n’adwene hyia wɔ ho a, ka ho asɛm wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma n’ani agye nea Bible kyerɛkyerɛ ho. Ma ɛntena w’adwenem sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ nea wɔkyerɛkyerɛ wɔ wɔn asɔre mu nyinaa na wogye di. Enti sɛ wutumi hu asɔre a obi kɔ mpo a, bɔ mmɔden sɛ wubehu nea ɔno ankasa gye di. Onua bi a ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo ka sɛ, ebinom ka sɛ wogye baasakoro no di, nanso ebia wonnye nni ankasa sɛ Agya, Ɔba, ne honhom kronkron no bom yɛ Onyankopɔn baako. Ɔtoaa so sɛ: “Sɛ mihu sɛ ɛnyɛ biribiara a onii no asɔre no kyerɛkyerɛ na ogye di a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ menya biribi a me ne n’adwene hyia wɔ ho.” Enti bɔ mmɔden sɛ wubehu nea nkurɔfo gye di ankasa. Woyɛ saa a, na woresuasua ɔsomafo Paul, na ɛbɛma woatumi ayɛ “biribiara ama nnipa ahorow nyinaa.”—1 Kor. 9:19-22. w20.04 10 ¶9-10

Kwasida, June 5

Saa bere no, wo manfo benya wɔn ti adidi mu, obiara a wɔakyerɛw ne din wɔ nhoma no mu no.—Dan. 12:1.

Ɛmfa ho nea ebesi daakye biara no, yebetumi anya akokoduru de agyina ano efisɛ Daniel ne Yohane ma yehu sɛ, wɔn a wɔyɛ Yesu asuafo na wɔsom Yehowa no benya wɔn ti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse a ebi mmae da no mu. Daniel ka sɛ wɔn a ‘wɔakyerɛw wɔn din wɔ nhoma no mu’ na wobenya wɔn ti adidi mu. Dɛn na yɛbɛyɛ na ama wɔakyerɛw yɛn din wɔ saa nhoma no mu? Ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi de kyerɛ sɛ yɛwɔ Yesu, Onyankopɔn Guammaa no mu gyidi. (Yoh. 1:29) Ɛsɛ sɛ yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn na yɛbɔ asu. (1 Pet. 3:21) Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara boa afoforo ma wosua Yehowa ho ade de kyerɛ sɛ yɛtaa Onyankopɔn Ahenni no akyi. Ɛnnɛ paa ne bere a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa ne n’asomfo anokwafo so. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛtaa Onyankopɔn Ahenni no akyi. Yɛyɛ saa a, sɛ Onyankopɔn Ahenni no sɛe atifi fam hene ne anafo fam hene no a, wobegye yɛn nkwa. w20.05 16 ¶18-19

Dwoda, June 6

O Yehowa, wo din wɔ hɔ daa.—Dw. 135:13.

Ná Adam ne Hawa nim Yehowa din. Afei nso, na wonim Yehowa ho nokwasɛm pii. Ná wonim sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ, ɔno ne Onii a ɔmaa wɔn nkwa, nea ɔyɛɛ Paradise fɛfɛɛfɛ maa wɔn, na ɔmaa wɔn ɔhokafo a ɔyɛ pɛ. (Gen. 1:26-28; 2:18) Nanso, wɔkɔɔ so dwinnwen nea Yehowa ayɛ ama wɔn nyinaa no ho anaa? Onii a edin Yehowa da no so no, wɔkɔɔ so dɔɔ no na wɔn ani sɔɔ nea wayɛ ama wɔn nyinaa anaa? Bere a Onyankopɔn tamfo no sɔɔ wɔn hwɛe no, nsɛmmisa yi ho mmuae daa adi. Satan faa ɔwɔ so bisaa Hawa sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn kae sɛ munnni turo yi mu dua biara so aba?” (Gen. 2:16, 17; 3:1) Saa asɛm a Satan bisaa Hawa no, na atosɛm bi wom a ɛte sɛ awuduru a ahintaw. Nea na Onyankopɔn aka akyerɛ wɔn ne sɛ, na wobetumi adi dua biara a esi turo mu hɔ so aba, gye baako pɛ. (Gen. 2:9) Satan ma ɛyɛe sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den. Ɛbɛyɛ sɛ Hawa dwinnwen ho sɛ, ‘Onyankopɔn de biribi papa bi resie me anaa?’ w20.06 3-4 ¶8-9

Benada, June 7

‘Monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora.’—Kol. 3:13.

Yehowa asomfo bi wɔ hɔ a, wɔn nuanom Kristofo ayɛ ade ama ahye wɔn paa. Ɔsomafo Paul kaa sɛ ɛtɔ da a, yɛn nua Kristoni bi bɛyɛ biribi ama yɛanya ‘asɛm atia’ no. Ebi mpo a na yɛn nua bi ne yɛn anni no yiye. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, ebia yɛde abufuw bɛhyɛ yɛn mu. Sɛ obi de abufuw hyɛ ne mu a, nkakrankakra ebetumi ama watwe ne ho afi Yehowa asomfo ho. Onua bi a wɔfrɛ no Pablo wɔ South Amerika. Obi de asɛm too ne so, na ɛno nti, hokwan bi a na ɔwɔ wɔ asafo no mu fii ne nsa. Ɔyɛɛ n’ade sɛn? Pablo ka sɛ: “Me bo fuwii, na nkakrankakra metwee me ho fii asafo no ho.” Sɛ obi buu Onyankopɔn mmara so bere bi a atwam a, ebetumi ama n’ahonim ateetee no, na wanya adwene sɛ ɔmfata sɛ Onyankopɔn dɔ no bio. Sɛ mpo onuu ne ho ma wohuu no mmɔbɔ a, ebia obenya adwene sɛ ɔmfata sɛ Onyankopɔn bu no sɛ ne somfo bio. Anuanom a wohyia ɔhaw a ɛte sɛ nea yɛaka ho asɛm wɔ ha yi, wubu wɔn sɛn? w20.06 19 ¶6-7

Wukuda, June 8

Onyansafo hu asiane, na ɔde ne ho sie.—Mmeb. 22:3.

Ɛsɛ sɛ yetumi hu nneɛma a ebetumi apira yɛn na yɛtwe yɛn ho na amfa yɛn anto asiane mu. (Heb. 5:14) Yɛmfa no sɛ worepɛ biribi de agyigye w’ani; ɛsɛ sɛ wohwehwɛ mu yiye. TV so dwumadi ne sini ahorow no, mpɛn pii no abrabɔ bɔne ahyɛ mu ma. Onyankopɔn kyi nneyɛe a ɛte saa na sɛ obi de ne ho hyɛ mu a, etumi pira ɔne afoforo. Ɛno nti, nneɛma a ebetumi ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ano abrɛ ase nkakrankakra no, ɛnsɛ sɛ yɛde gyigye yɛn ani. (Efe. 5: 5, 6) Afei nso, ɛsɛ sɛ yetumi hu sɛ atosɛm a awaefo keka no, ɛyɛ hu. Ebia wɔbɛkeka yɛn nuanom ho atosɛm anaa wɔbɛma yɛn adwenem ayɛ yɛn naa wɔ Yehowa ahyehyɛde no ho. (1 Tim. 4:1, 7; 2 Tim. 2:16) Saa atosɛm yi betumi ama yɛn gyidi ahinhim. Ɛnsɛ sɛ yegye saa atosɛm no di. Adɛn ntia? Efisɛ “nnipa a wɔn adwene asɛe na nokware abɔ wɔn” na wɔkeka saa nsɛm no. Nea esi wɔn ani so ara ne sɛ wobegye ‘akyinnye na watwe manso.’ (1 Tim. 6:4, 5) Atosɛm a wɔkeka no, wɔpɛ sɛ yegye di na yenya yɛn nuanom ho adwemmɔne. w20.09 29 ¶13, 15

Yawda, June 9

‘Nnhwehwɛ nea eye ma wo nko, na mmom wo yɔnko nso de.’—1  Kor. 10:24.

Sɛ woaware a, ɛsɛ sɛ wodɔ wo yere anaa wo kunu na wubu no. (Efe. 5:33) Bible ka sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma nea yɛbɛyɛ ama afoforo ho hia yɛn sen nea yebenya afi wɔn hɔ. (Aso. 20:35) Suban bɛn na ɛbɛboa awarefo ama wɔadodɔ wɔn ho na wɔanya obu ama wɔn ho? Ɛne sɛ wobenya ahobrɛase. Esiane sɛ Kristofo awarefo pii brɛ wɔn ho ase nti, wɔn ani gye wɔ wɔn aware mu paa. Yɛnhwɛ ɔbarima warefo bi a ne din Steven. Ɔka sɛ: “Sɛ wo ne wo yere anaa wo kunu taa bom yɛ ade, na sɛ muhyia ɔhaw a, ɛrenyɛ den sɛ mobɛka mo ti apam ho asiesie. Ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ wudwen sɛ ‘dɛn na ɛbɛboa me?’ na mmom nea ɛsɛ sɛ wudwen ho ne sɛ ‘dɛn na ɛbɛboa yɛn?’” Steven yere Stephanie nso ne no yɛ adwene. Stephanie ka sɛ: “Obi a ɔpɛ akyinnyegye de, hena na ɔpɛ sɛ ɔne no tena? Sɛ akasakasa bi ba yɛn ntam a, yɛhwɛ nea ɛkɔfa bae. Afei yɛbɔ mpae, yɛyɛ nhwehwɛmu, na yɛhwɛ nea yɛbɛyɛ wɔ ho. Asɛm no na yɛhwɛ siesie, na yɛnkasa ntia yɛn ho.” Sɛ awarefo no mu biara annya adwene sɛ ne ho hia sen ne yɔnko a, ɛbɛma wɔn ani agye paa. w20.07 3-4 ¶5-6

Fida, June 10

M’atipɛnfo a wɔwɔ me man mu no, mekɔɔ m’anim wɔ Yudasom mu sen wɔn mu pii.—Gal. 1:14.

Sɛ woresom Yehowa a, mfa wo ho nto w’ahoɔden anaa wo nimdeɛ so. Ná ɔsomafo Paul nim nhoma paa, na Gamaliel na ɔkyerɛɛ no ade. Ná Gamaliel yɛ Yudani kannifo a na wobu no paa wɔ Paul bere so. (Aso. 5:34; 22:3) Bere bi, na Paul yɛ onipa titiriw wɔ ne mfɛfo Yudafo mu. (Aso. 26:4) Nanso Paul amfa ne ho anto n’ahoɔden so. Nneɛma a na ɛma Paul yɛ onipa titiriw wɔ wiase no mu no, anhaw no sɛ obegyae akyi di. (Filip. 3:8) Bere a Paul bɛyɛɛ Kristoni no, ɔfaa ɔhaw pii mu. Ɔno ara ne nkurɔfo tan no. (Aso. 23:12-14) Ne mfɛfo Romafo nso boroo no na wɔde no too afiase. (Aso. 16:19-24, 37) Afei nso, Paul hui sɛ esiane sɛ na ɔtɔ sin nti, na ɛyɛ den paa sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ. (Rom. 7:21-25) Nanso wamma nea nkurɔfo de yɛɛ no anaa ne mmerɛwyɛ amma wannyae Kristo akyi di, na mmom ɔkaa sɛ ‘mmerɛwyɛ yɛ anigyesɛm ma me.’ Adɛn nti na ɔkaa saa? Efisɛ bere a ɔyɛɛ mmerɛw no na ohui sɛ Onyankopɔn reboa no paa.—2 Kor. 4:7; 12:10. w20.07 16 ¶7-8

Memeneda, June 11

Nea ogye me di no, . . . ɔbɛyɛ nnwuma akɛse asen eyinom.—Yoh. 14:12.

Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si Ahenni asɛmpaka adwuma no so. Yesu kaa sɛ ne wu akyi no, n’asuafo no bɛkɔ so aka asɛmpa no na wɔbɛyɛ adwuma no asen sɛnea ɔyɛe no. Ne wusɔre akyi no, ɔyɛɛ anwonwade maa n’asuafo no bi yii mpataa bebree. Bere a ɔyɛɛ saa anwonwade no, ɔmaa n’asuafo no hui paa sɛ asɛnka adwuma no ho hia sen adwuma foforo biara. (Yoh. 21:15-17) Aka kakra ma Yesu asan akɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ asɛnka adwuma a ofii ase no, ɛnyɛ Israel nko ara na wɔbɛyɛ no na mmom wɔbɛyɛ akɔ akyirikyiri. (Aso. 1:6-8) Mfe bi akyi no, Yesu maa ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi na ɔkyerɛɛ no nea ɛbɛkɔ so wɔ “Awurade da” no mu. Anisoadehu no mu no, Yohane huu ɔbɔfo bi a okura “daa asɛmpa” a ɔrekɔka akyerɛ “aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.” (Adi. 1:10; 14:6) Adanse nyinaa kyerɛ sɛ, ɛnnɛ Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no wɔ wiase nyinaa kosi sɛ yebewie. w20.09 9 ¶5

Kwasida, June 12

Gyidi nti na bere a wɔsɔɔ Abraham hwɛe no, ɔde Isak bɔɔ afɔre wiei koraa ne sa.—Heb. 11:17.

Ná nneɛma bi nkɔ yiye wɔ Abraham abusua mu. Ná ne yere Sara a ɔdɔ no no ntumi nwo. Ná wɔadi wei ho awerɛhow mfe pii. Akyiri yi, Sara de n’abaawa Hagar maa Abraham sɛ ɔne no nwo. Nanso bere a Hagar hui sɛ wanyinsɛn no, ofii ase dii Sara ho fɛw. Ná Sara ntumi Hagar ateetee no bio, enti ɔpam no fii fie hɔ. (Gen. 16:1-6) Akyiri yi, Sara nyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham, na Abraham too ne din Isak. Ná Abraham dɔ Ismael ne Isak nyinaa. Nanso esiane nea Ismael de yɛɛ Isak nti, na ɛsɛ sɛ Abraham pam ɔne ne maame Hagar fi fie hɔ. (Gen. 21:9-14) Mfe bi akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa Isak mmɔ afɔre mma no. (Gen. 22:1, 2; Heb. 11:17-19) Na wei bɛma Abraham ahwere ne mma no nyinaa, nanso na ɛsɛ sɛ onya gyidi sɛ, sɛnea ɛte biara asɛm a Yehowa aka afa ne mma no ho no bɛbam. w20.08 4 ¶9-10

Dwoda, June 13

Monhyɛ suban foforo a Onyankopɔn bɔɔ no sɛnea ɔpɛ no; suban a egyina trenee ne nokwaredi a edi mũ so no.—Efe. 4:24.

Hwɛ anigye a wɔn a wobenyan wɔn no benya bere a wɔregyae wɔn kan abrabɔ na wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ rebɔ wɔn bra no. Wɔn a wɔbɛyɛ saa nsakrae no bɛtena ase daa. Nanso wɔn a wɔrentie Onyankopɔn no, wobeyi wɔn afi hɔ na wɔansɛe asomdwoe a ɛwɔ Paradise no. (Yes. 65:20; Yoh. 5:28, 29) Onyankopɔn Ahenni no redi tumi a, Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa behu sɛ asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 10:22 no yɛ nokware. Ɛka sɛ: “Yehowa nhyira—ɛno na ɛma onipa yɛ ɔdefo, na ɔmfa ɛyaw biara nka ho.” Yehowa de ne honhom bɛboa ne nkurɔfo ama wɔabɛn no paa. Wei kyerɛ sɛ, nkakrankakra wɔn suban ne wɔn nneyɛe bɛyɛ sɛ Kristo na wɔbɛyɛ pɛ. (Yoh. 13:15-17; Efe. 4:23) Daa wobenya ahoɔden foforo. Hwɛ sɛnea yɛn ani begye saa bere no!—Hiob 33:25. w20.08 17 ¶11-12

Benada, June 14

Momfa nsi mo ani so sɛ . . . [mubedi] mo fi asɛm.—1 Tes. 4:11.

Ɛsɛ sɛ yɛkae hu sɛ anuanom binom asi gyinae sɛ wɔrenware, ebinom nso nyae a wɔbɛware nanso wonnya nhyiaa obi a ɔfata. Afei nso, obi wɔ hɔ a, ne kunu anaa ne yere awu. Sɛnea asɛm no te biara no, wohwɛ a, ɛyɛ papa sɛ asafo no mufo bisa anuanom asigyafo yi nea enti a wɔnwaree anaa? Anaa wohwɛ a, sɛ wɔka sɛ wɔbɛpɛ okunu anaa ɔyere ama wɔn a, ɛyɛ anaa? Sɛ yɛn nuanom asigyafo yi nkaa sɛ wɔpɛ sɛ yɛboa wɔn na yɛkeka nsɛm a ɛte saa kyerɛ wɔn a, wohwɛ a wɔbɛte nka sɛn? (1 Tim. 5:13) Ɛsɛ sɛ yɛma anuanom a wɔnwaree no te nka sɛ, wɔn suban pa nti na yɛpɛ wɔn asɛm na ɛnyɛ sɛ wɔn asɛm yɛ yɛn mmɔbɔ. Sɛ anka yɛbɛma wɔn asɛm ayɛ yɛn mmɔbɔ no, ɛsɛ sɛ yɛn ani gye sɛ wodi Yehowa nokware. Ɛremma yɛn nuanom a wɔnwaree no nte nka sɛ, ɔkwan bi so no, yɛreka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Yenhia mo.’ (1 Kor. 12:21) Ɛba saa a, ɛbɛma wɔahu sɛ yebu wɔn, na wɔn ho hia asafo no. w20.08 29 ¶10, 14

Wukuda, June 15

[Kristo yii] ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro 500 bere koro mu.—1 Kor. 15:6.

Akyiri yi Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ ɔsomafo Paul ankasa. (1 Kor. 15:8) Na Paul (Saul) nam kwan so rekɔ Damasko na ɔtee Yesu a wɔanyan no no nne, na onyaa anisoadehu sɛ wɔahyɛ Yesu anuonyam wɔ soro. (Aso. 9:3-5) Nea Paul hui no yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ wonyan Yesu ampa. (Aso. 26:12-15) Ná ebinom ani begye nea Paul kae no ho, efisɛ ansa na Yesu reyi ne ho adi akyerɛ Paul no, na Paul di Kristofo no ani paa. Bere a Paul hui sɛ wɔanyan Yesu no, ɔyeree ne ho kaa saa nokwasɛm yi kyerɛɛ afoforo. Bere a na ɔka Yesu ho nokwasɛm sɛ owui na wasan aba nkwa mu bio no, wɔhwee no, wɔde no too afiase, ɔtenaa hyɛn mu ma eguu asu anaa ɛmemee. (1 Kor. 15:9-11; 2 Kor. 11:23-27) Ná Paul gye di paa sɛ wɔanyan Yesu afi awufo mu enti na wayɛ krado sɛ ne gyidi nti obewu. Adanse a tete Kristofo yi de mae yi, ɛmma wo nso wunnye nni sɛ wonyan Yesu fii awufo mu anaa? Na wei mma wunnya awerɛhyem paa sɛ owusɔre no bɛba anaa? w20.12 3 ¶8-10

Yawda, June 16

Sɛ mohwehwɛ [Yehowa] a, ɔbɛma moahu no.—2 Be. 15:2.

Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Mekɔ asafo nhyiam daa?’ Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so ayɛ ama yɛn no a, ɛhyɛ yɛn den ma yɛkɔ so som Yehowa, na yɛn nuanom nso hyɛ yɛn nkuran. (Mat. 11:28) Yebetumi nso abisa yɛn ho sɛ, ‘Mayɛ nhyehyɛe pa a mede sua ade anaa?’ Sɛ wo ne w’abusua na ɛte a, moyɛ abusua som nnawɔtwe biara? Sɛ nso wo nko ara na wote a, woayi bere asi hɔ a wode sua ade sɛnea anka wo ne w’abusua bɛyɛ anaa? Afei nso, woyere wo ho ka asɛmpa no, na wokyerɛkyerɛ afoforo anaa? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yebisa saa nsɛm no? Bible ma yehu sɛ, Yehowa hwehwɛ yɛn nsusuwii ne nea ɛwɔ yɛn koma mu, na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa. (1 Be. 28:9) Sɛ yɛhwɛ nea yɛde asisi yɛn ani so, yɛn suban, anaa yɛn nsusuwii na yehu sɛ ehia sɛ yɛyɛ nsakrae bi a, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa na ɔboa yɛn ma yɛyɛ saa. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma sɔhwɛ a ɛda yɛn anim no. w20.09 19 ¶19-20

Fida, June 17

Mo mu bi annyaw n’ahode nyinaa hɔ a, ɔrentumi nyɛ me suani.—Luka 14:33.

Bere bi Yesu maa mfatoho de kyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ obi yɛ na watumi abɛyɛ ne suani. Ɔkaa obi a ɔpɛ sɛ osi aban ne obi a ɔpɛ sɛ ɔkɔ ɔko ho asɛm. Yesu kaa sɛ ɛsɛ sɛ nea ɔpɛ sɛ osi aban no ‘di kan tena ase na ɔsese hwɛ’ sɛ obetumi awie. Afei nso ɔkaa sɛ ɛsɛ sɛ ɔhene no nso ‘di kan tu agyina’ hwɛ sɛ ɔwɔ asraafo a obetumi de wɔn akɔ ɔko no anaa. (Luka 14:27-32) Enti na Yesu nim sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ne suani a, na ɛsɛ sɛ ɔtɔ ne bo ase susuw ho yiye na ohu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Wei nti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn Bible asuafo hu sɛ ehia sɛ yɛne wɔn sua ade nnawɔtwe biara. Ɛho hia sɛ ɔdawurubɔfo biara siesie ne ho yiye ansa na wayɛ Bible adesua biara. Dwen osuani no ho, na hwɛ sɛnea wobɛkyerɛkyerɛ adesua no mu ma emu ada hɔ ama no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛte ase na ɔde abɔ ne bra.—Neh. 8:8; Mme. 15:28a. w20.10 7 ¶5; 8 ¶7

Memeneda, June 18

‘Enti monkɔ nkɔyɛ asuafo, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.’—Mat. 28:19, 20.

Asɛm a Yesu kae no mu da hɔ. Ɔkaa sɛ, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo nea waka akyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nyinaa. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi asɛntitiriw bi. Yesu anka sɛ: ‘Monkyerɛkyerɛ wɔn nea mahyɛ mo.’ Mmom ɔkaa sɛ: Monkyerɛkyerɛ wɔn “ma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” Nea ɛbɛyɛ a yebedi Yesu ahyɛde no so no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ yɛn Bible suani ma ohu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne sɛnea ɔbɛyɛ no. (Aso. 8:31) Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ obi ama wadi Kristo ahyɛde no so? Sɛ yɛne afoforo sua Bible a, yɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wohu nea Onyankopɔn hwehwɛ fi wɔn hɔ. Nanso pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ka ho. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ yɛn Bible asuafo ma wɔde nea wɔresua no bɔ wɔn bra da biara. (Yoh. 14:15; 1 Yoh. 2:3) Sɛnea yɛbɔ yɛn bra no betumi aboa yɛn Bible asuafo ama wɔahu sɛnea wɔde nokware a wɔresua no bɛbɔ wɔn bra wɔ sukuu mu, adwuma mu anaa bere a wɔregye wɔn ani no. Sɛ yɛne yɛn Bible asuafo wɔ hɔ a, yebetumi abɔ Yehowa mpae asrɛ sɛ ɔmfa ne honhom kronkron nkyerɛ wɔn kwan.—Yoh. 16:13. w20.11 2-3 ¶3-5

Kwasida, June 19

“Ɛnyɛ asraafodɔm anaa nnipa ahoɔden, na mmom me honhom na menam so bɛyɛ eyinom nyinaa,” asafo Yehowa asɛm ni.—Sak. 4:6.

Yesu asuafo no hyiaa ɔhaw afoforo. Ebi ne sɛ, na Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ hɔ saa bere no nnɔɔso. Nhoma ahorow a ɛboa yɛn ma yɛte Kyerɛwnsɛm no ase nnɛ no, na wonni bi. Afei nso, na ɛsɛ sɛ asuafo no ka asɛm no kyerɛ nnipa a wɔka kasa ahorow pii. Ɔhaw yi nyinaa akyi no, saa asuafo a wɔde nsi ne ahokeka kaa asɛm no tumi yɛɛ biribi a nnipa ani so no na wɔrentumi nyɛ. Edii bɛyɛ mfe 30 no, na wɔaka asɛmpa no “wɔ abɔde a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu.” (Kol. 1:6, 23) Yɛn bere yi so, Yehowa da so ara rekyerɛ ne nkurɔfo kwan na ɔhyɛ wɔn den ma wɔyɛ n’apɛde. Ɔnam n’Asɛm a ɔma wɔde honhom kronkron kyerɛwee no so titiriw na ɛkyerɛ n’asomfo kwan. Ɔsom adwuma a Yesu yɛe ne ahyɛde a ɔde maa n’akyidifo sɛ wɔntoa adwuma a ofii ase no so no, yehu wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu. (Mat. 28:19, 20) Yehowa nhwɛ nnipa anim; ɔka too hɔ sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ “aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.” (Adi. 14:6, 7) Ɔpɛ sɛ nnipa nyinaa te Ahenni ho asɛm no. w20.10 21 ¶6-8

Dwoda, June 20

Wutwitwa gye ahobrɛasefo; na ahantanfo de, w’ani sa wɔn.—2 Sam. 22:28.

Ná Ɔhene Dawid yɛ ɔbarima a n’ani gye “Yehowa mmara” ho. (Dw. 1:1-3) Ná Dawid nim sɛ Yehowa gye ahobrɛasefo nanso ahantanfo de, ɔne wɔn di asi. Enti Dawid maa kwan ma Onyankopɔn mmara sesaa n’adwene. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mehyira Yehowa a wama me afotu no. Anadwo na m’asaabo teɛ me so.” (Dw. 16:7) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛbɛma Onyankopɔn Asɛm asesa nsusuwii bɔne biara a yɛanya na yɛankɔyɛ bɔne. Onyankopɔn Asɛm no bɛyɛ te sɛ nne bi a ɛreka akyerɛ yɛn sɛ: “Ɔkwan no ni. Momfa so.” Sɛ ɛba sɛ yɛreyɛ aman afa benkum anaa nifa a, ɛbɛbɔ yɛn kɔkɔ. (Yes. 30:21) Sɛ yetie Yehowa a, yebenya mfaso pii. (Yes. 48:17) Emu baako ne sɛ, ɛremma yɛnkɔyɛ biribi mma obi nteɛ yɛn so na ahyɛ yɛn aniwu. Afei nso, yɛbɛbɛn Yehowa efisɛ yebehu sɛ ɔne yɛn redi te sɛ agya a ɔdɔ ne ba.—Heb. 12:7. w20.11 20 ¶6-7

Benada, June 21

Bere a wɔtee owusɔre ho asɛm no, ebinom fii ase dii fɛw.—Aso. 17:32.

Enti ɛbɛyɛ sɛ wei maa wɔn a na wɔwɔ Korinto no binom nso nyaa saa adwene yi bi. (1 Kor. 15:12) Ɛbɛyɛ sɛ na ebinom nso adwene yɛ wɔn sɛ owusɔre no nyɛ biribi a esii ankasa, na mmom egyina hɔ ma biribi. Ná wɔte ase sɛ, sɛ obi wɔ bɔne mu a na ‘wawu’ nanso sɛ ɔbɛyɛ Kristoni a, na waba “nkwa” mu. Ɛmfa ho nea enti a na saa nkurɔfo no nnye owusɔre no nni biara no, na wɔn gyidi nni nnyinaso. Sɛ Onyankopɔn annyan Yesu a, ɛnde na wantua agyede biara na obiara nso ntumi nnya bɔne fafiri. Enti wɔn a na wonnye owusɔre nni no, na wonni anidaso biara. (1 Kor. 15:13-19; Heb. 9:12, 14) Ná Paul ankasa nim sɛ “wɔanyan [Kristo] afi awufo mu.” Ansa na wɔrenyan Yesu no, na ebinom awu ama wɔanyan wɔn. Nanso na Yesu de no yɛ papa sen wɔn de no, efisɛ wonyan wɔn no, akyiri yi wɔsan wui. Paul kaa sɛ Yesu yɛ “wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no aba a edi kan.” Ɔno ne onipa a odi kan a wonyan no sɛ honhom abɔde, na ɔno ne onipa a odi kan a wonyan no kɔɔ soro.—1 Kor. 15:20; Aso. 26:23; 1 Pet. 3:18, 22. w20.12 5 ¶11-12

Wukuda, June 22

Wɔde mmara a na asomafo no ne mpanyimfo . . .  ahyɛ sɛ wonni so no maa wɔn.—Aso. 16:4.

Tete Kristofo no bere so no, akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ Yerusalem no boom yɛɛ adwuma, na ɛmaa asomdwoe tenaa Onyankopɔn nkurɔfo mu na wɔyɛɛ wɔn biribiara pɛpɛɛpɛ. (Aso. 2:42) Ɛho nhwɛso ni. Afe 49 Y.B. bere a na Kristofo pii adwene nhyia wɔ twetiatwa ho no, honhom kronkron boaa akwankyerɛ kuw no ma wosusuw asɛm no ho. Sɛ wɔmaa saa asɛm yi de mpaapaemu baa asafo no mu a, anka wɔrentumi nyɛ asɛnka adwuma no yiye. Ɛwom sɛ na asomafo no ne mpanyimfo no yɛ Yudafo de, nanso wɔamma Yudafo amammerɛ ne wɔn a na wɔagye asɛm no agyina mu no ankyerɛ wɔn nea wɔnyɛ. Mmom wɔmaa Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom kyerɛɛ wɔn kwan. (Aso. 15:1, 2, 5-20, 28) Dɛn na efii mu bae? Yehowa hyiraa gyinae a wosii no so, asomdwoe ne baakoyɛ tenaa asafo no mu, na wɔkɔɔ so yɛɛ asɛnka adwuma no. (Aso. 15:30, 31; 16: 5) Yɛn bere yi so no, Yehowa ahyehyɛde no aboa Yehowa asomfo ama asomdwoe atena wɔn ntam ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ. w20.10 22-23 ¶11-12

Yawda, June 23

‘Me ba Solomon na Onyankopɔn apaw no.’—1 Be. 29:1.

Esiane mpanyinyɛ, yare anaa nneɛma foforo bi nti, ɔsom hokwan bi wɔ hɔ a, yɛrentumi nnya. Sɛ yɛkɔ tebea a ɛte saa mu a, yebetumi asua biribi afi nea Ɔhene Dawid yɛe no mu. Ná ɛda Dawid koma so paa sɛ obesi asɔrefie ama Onyankopɔn, nanso bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɛnyɛ ɔno na obesi Onyankopɔn asɔrefie no, ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa de boaa nea Onyankopɔn de saa adwuma no ahyɛ ne nsa no. Dawid de sika ne nneɛma bebree mpo boaa adwuma no. Wei yɛ nhwɛso fɛfɛɛfɛ a yebetumi asua! (2 Sam. 7:12, 13; 1 Be. 29:3-5) Ná Hugues yɛ asafo mu panyin wɔ France. Yare nti, ɔde hokwan a na ɔwɔ sɛ asafo mu panyin no too hɔ. Nnwuma nketenkete a yɛyɛ wɔ fie mpo, na ontumi nyɛ. Ɔkyerɛw sɛ: “Mfiase no, m’abam bui paa, na na mete nka sɛ me so nni mfaso. Bere rekɔ so no, mihui sɛ, ɛsɛ sɛ migye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na metumi ayɛ, na kakraa bi a mitumi yɛ wɔ Yehowa som mu no, ɛmaa m’ani gyei. Ná Gideon ne ne mmarima ahasa no abrɛ de, nanso wɔkɔɔ so koe. Me nso mesuasua wɔn. Mɛkɔ so ako!”—Atem. 8:4. w20.12 25 ¶14-15

Fida, June 24

Momma yɛnkɔ so nnodɔ yɛn ho.—1 Yoh. 4:7.

Bere a ɔsomafo Yohane rekyerɛw Yesu asetena mu nsɛm no, ɔde nsɛmfua “dɔ” ne “ɔdɔ” yɛɛ adwuma mpɛn pii sen nnipa mmiɛnsa a wɔkyerɛw Nsɛmpa a aka no nyinaa; woka wɔn de no bom mpo a, ennu Yohane de no. Nhoma ahorow a Yehowa nam ne honhom so maa Yohane kyerɛwee yi ma yehu sɛ, biribiara a Kristoni yɛ no, ɔdɔ na ɛsɛ sɛ ɔde yɛ. (1 Yoh. 4:10, 11) Nanso, egyee bere ansa na Yohane resua sɛ ɔde ɔdɔ bɛyɛ biribiara. Bere a Yohane yɛ aberante no, ɛnyɛ bere nyinaa na na ɔda ɔdɔ adi. Bere bi sei, na Yesu ne n’asuafo no rekɔ Yerusalem na wɔkɔfaa Samaria. Bere a wokoduu Samaria akuraa bi ase no, nnipa a ɛwɔ hɔ no annye Yesu ne wɔn a ɛka ne ho no. Ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmma kwan na ɔne ne nua Yakobo mfrɛ ogya mfi soro mmɛhyew akuraa no asefo nyinaa! (Luka 9:52-56) Bere foforo nso, Yohane ne ne nua Yakobo tutu guu wɔn maame asom ma ɔkɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn mu baako ntena ne nifa na ɔbaako nso ntena ne benkum wɔ Ahenni no mu. Bere a asomafo a aka no tee nea Yakobo ne Yohane ayɛ no, wɔn bo fuwii paa! (Mat. 20:20, 21, 24) Nanso mfomso a Yohane yɛe nyinaa akyi, Yesu kɔɔ so dɔɔ no.—Yoh. 21:7. w21.01 9 ¶3-4

Memeneda, June 25

Kristo mpo anyɛ nea ɔno ara pɛ.—Rom. 15:3.

Sɛ Yehowa resi gyinae a, osi gyinae a ɛbɛboa afoforo. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɛnyɛ sɛ n’ani begye nti na ɔbɔɔ yɛn. Mmom na ɔpɛ sɛ yɛn nso yenya nkwa na yɛn ani gye. Anka obiara ntumi nhyɛ no sɛ ɔmma ne Ba no mmegye yɛn mfi yɛn bɔne mu. Ɔno ara na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔde ne Ba no bɛbɔ saa afɔre no de agye yɛn. Yesu nso sisii gyinae a ɛkyerɛ sɛ odwen nkurɔfo ho paa sen ɔno ara ne ho. Wo de hwɛ, bere bi na wabrɛ paa, nanso wankogye n’ahome. Mmom ɔkyerɛkyerɛɛ nnipadɔm bi. (Mar. 6:31-34) Abusua ti a ɔyɛ n’adwuma yiye no nim sɛ ade baako a ɛyɛ den paa ne sɛ obesisi gyinae ama ne yere ne ne mma, nanso ɔmfa saa adwuma no nni agorɔ koraa. Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔrensisi gyinae a ntease biara nnim. Afei nso, onni ne koma akyi nsisi gyinae. Mmom ɔma Yehowa kyerɛ no sɛnea obesisi gyinae pa. (Mmeb. 2:6, 7) Ɔyɛ saa a, obesisi gyinae a ɛbɛboa ne yere ne ne mma na ɛnyɛ ɔno ankasa. (Filip. 2:4) Sɛ abusua ti bɔ mmɔden sɛ obesuasua Yehowa ne Yesu a, ɔbɛyɛ abusua ti a ɔyɛ n’adwuma yiye. w21.02 7 ¶19-21

Kwasida, June 26

Asa yɛɛ nea eye na ɛteɛ wɔ ne Nyankopɔn Yehowa ani so.—2 Be. 14:2.

Ɔhene Asa mmeranteberem mu no, na ɔbrɛ ne ho ase, na na ɔwɔ akokoduru. Yɛhwɛ bere a obedii ne papa Abia ade no a, ofii ase tuu abosonsom ase wɔ asase no so. Afei nso, “ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ wɔnhwehwɛ Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wonni ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde so.” (2 Be. 14:1-7) Bere a Etiopiani Sera de asraafo 1,000,000 baa Yuda man so no, Asa yɛɛ ade paa; ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no. Ɔkaa sɛ: “O Yehowa, ɛnyɛ den mma wo sɛ wobɛboa nnipa, sɛ́ wɔdɔɔso anaa wonni ahoɔden. O Yehowa yɛn Nyankopɔn, boa yɛn, na wo so na yɛde yɛn ani ato.” Saa nyansasɛm a Asa kae yi ma yehu sɛ na ɔwɔ awerɛhyem paa sɛ Yehowa betumi agye ɔne ne nkurɔfo. Asa de ne ho too n’Agya a ɔwɔ soro no so, enti “Yehowa dii Etiopiafo so nkonim.” (2 Be. 14:8-12) Asraafo 1,000,000 a wɔbaa Asa so no, na ɛnyɛ asɛm ketewa, nanso esiane sɛ Asa de ne ho too Yehowa so nti, odii nkonim. w21.03 5 ¶12-13

Dwoda, June 27

Obiara mpɛ ne yɔnko asɛm paa.—Rom. 12:10.

Bible ma yehu nnipa bi a wɔkyerɛe sɛ obiara pɛ ne yɔnko asɛm paa ɛmfa ho sɛ na mfomso wɔ wɔn ho no. Yɛnhwɛ Yonatan ne Dawid. Bible ka sɛ: “Yonatan kra fam Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ n’ankasa ne kra.” (1 Sam. 18:1) Bere a wɔsraa Dawid sɛ ɔno na obedi Saul ade abɛyɛ ɔhene no, ɛmaa Saul faa ne ho tan, na ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ obekum no. Nanso Saul ba Yonatan ankodi ne papa akyi. Yonatan ne Dawid nyinaa, obiara hyɛɛ ne yɔnko bɔ sɛ wɔremma biribiara ntetew wɔn ntam, na obiara bɛboa ne yɔnko daa. (1 Sam. 20:42) Sɛnea na Yonatan ne Dawid nyinaa, obiara pɛ ne yɔnko asɛm no, na ɛyɛ nwonwa paa. Adɛn ntia? Efisɛ nneɛma pii wɔ hɔ a anka ebetumi ama ayɛ den sɛ wɔbɛyɛ nnamfo. Baako ne sɛ, na Yonatan kyɛn Dawid bɛyɛ mfe 30. Anka Yonatan betumi aka sɛ, asukɔnoma a onni suahu biara sei de, merentumi mfa no adamfo. Nanso Yonatan annwen saa. Ná obu Dawid paa. w21.01 21-22 ¶6-7

Benada, June 28

Me nuanom, sɛ muhyia sɔhwɛ ahorow a, mummu no anigye koraa.—Yak. 1:2.

Yesu hyɛɛ n’akyidifo bɔ sɛ, wɔn ani begye paa. Ɔsan bɔɔ wɔn a wɔdɔ no no kɔkɔ sɛ, sɔhwɛ bɛto wɔn. (Mat. 10:22, 23; Luka 6:20-23) Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛyɛ Kristo asuafo. Nanso, sɛ yɛn abusuafo ka sɛ wɔremma yɛnsom Yehowa a, yɛbɛte nka sɛn? Na sɛ aban tan yɛn ani, anaa yɛn adwumamfo ne wɔn a yɛne wɔn kɔ sukuu piapia yɛn sɛ yɛnyɛ biribi a enye a, yɛbɛte nka sɛn? Saa nneɛma yi betumi agyaw yɛn adwinnwen, na ntease wom nso. Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, yɛntaa mfa no sɛ ɛyɛ biribi a ɛma yɛn ani gye. Nanso, Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye. Wo de hwɛ asɛm a osuani Yakobo kyerɛwee. Ɔkaa sɛ, sɛ sɔhwɛ to yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu. Mmom, ɛsɛ sɛ yebu no anigyesɛm. (Yak. 1:2, 12) Yesu kaa sɛ, sɛ nkurɔfo taa yɛn anaa wɔtan yɛn ani mpo a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye. (Mat. 5:11) Yehowa maa Yakobo kyerɛw saa Kristofo no, na ɔmaa wɔn afotu pa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn amanehunu mu mpo wɔbɛkɔ so ara anya anigye. w21.02 26 ¶1-2; 27 ¶5

Wukuda, June 29

Nsɛnhunu a etia nea ɛyɛ kronkron . . .  no, twe wo ho fi ho.—1 Tim. 6:20.

Timoteo bere so no, Kristofo binom amma wɔn ani ansɔ hokwan a na wɔanya sɛ wɔne Onyankopɔn bom yɛ adwuma no. Saa nkurɔfo no bi ne Dema, Figelo, Hermogene, Himeneo, Aleksandro, ne Fileto. (1 Tim. 1:19, 20; 2 Tim. 1:15; 2:16-18; 4:10) Saa nkurɔfo yi nyinaa, bere bi a atwam no, na wɔdɔ Yehowa nanso nneɛma a ɛsom bo a ɔde maa wɔn no, wɔanso mu yiye. Nokware a ɛsom bo a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no, dɛn na Satan pɛ sɛ ɔyɛ na ama yɛagyae akyi di? Ma yɛnhwɛ Satan mfiri no bi. Ɔnam Intanɛt, TV ne sini, ne nhoma ahorow so pɛ sɛ yenya adwene a ɛmfata, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ano bɛbrɛ ase na yɛafi nokware no mu. Ɔpɛ sɛ ɔma yɛn atipɛnfo hyɛ yɛn so anaa ɔma afoforo tan yɛn ani sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛbɔ hu na yɛagyae asɛm no ka. Afei nso ɔpɛ sɛ ɔtwetwe yɛn ma yetie nsɛm a awaefo ‘di atoro frɛ no “nimdeɛ” no’ sɛnea ɛbɛyɛ a yebefi nokware no mu. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, nkakrankakra yebefi nokware no mu.—1 Tim. 6:21. w20.09 27 ¶6-8

Yawda, June 30

Yehowa betie me nkotosrɛ; Yehowa bebua me mpaebɔ.—Dw. 6:9.

W’adamfo anaa wo busuani bi adi wo huammɔ anaa wayɛ ade ama ahye wo anaa? Sɛ saa a, ɛnde sua Ɔhene Dawid ne ne ba Absalom ho ade na ɛbɛboa wo. (2 Sam. 15:5-14, 31; 18:6-14) Bere a Ɔhene Dawid asɛm no wɔ w’adwenem no, ka nea obi de ayɛ wo ne sɛnea wote nka no kyerɛ Yehowa. (Dw. 6:6-8) Afei dwen ho hwɛ. Bere a weinom nyinaa rekɔ so no, wohwɛ a Dawid tee nka sɛn? Ná ɔdɔ Absalom, na Ahitofel nso, na ogye no di paa. Nanso n’adɔfo mmienu yi nyinaa yii no mae. Wɔyɛɛ ade ma ɛhyee Dawid paa, na na wɔrepɛ no akum no mpo. Anka Dawid betumi aka sɛ gyama ne nnamfo a aka no de wɔn ho akɔbɔ Absalom, enti ɔrennye wɔn nni bio. Anka Dawid betumi aka sɛ obiara asɛm mfa ne ho, enti ɔno nko ara beguan afi ɔman no mu akɔ. Anaa anka obetumi anya adwene sɛ ne wiase nyinaa aba awiei. Mmom, ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa no. Ɔsan srɛɛ ne nnamfo sɛ wɔmmoa no. Gyinae a osii no, ntɛm ara na ɔde yɛɛ adwuma. Mmom ɔkɔɔ so de ne ho too Yehowa so, na ɔkɔɔ so gyee ne nnamfo dii. w21.03 15 ¶7-8; 17 ¶10-11

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena