August
Dwoda, August 1
Mokwati me a, morentumi nyɛ hwee.—Yoh. 15:5.
Nnipa a wɔne Yesu afa adamfo nko ara na wobenya n’agyede afɔre no so mfaso. Yesu kaa sɛ ɔde “ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yoh. 15:13) Nnipa anokwafo a wɔtenaa ase ansa na Yesu reba asase so no, ɛho behia sɛ wosua Yesu ho ade na wɔdɔ no. Wobenyan nnipa a wɔte saa no, nanso Yehowa asomfo a wɔyɛ atreneefo yi mpo, ɛho behia sɛ wɔne Yesu fa adamfo na ama wɔatumi anya daa nkwa. (Yoh. 17:3; Aso. 24:15; Heb. 11:8-12, 24-26, 31) Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛanya hokwan ne Yesu reka Ahenni no ho asɛmpa no na yɛrekyerɛkyerɛ. Yesu wɔ asase so no, na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo. Bere a ɔkɔɔ ɔsoro no, Yehowa yɛɛ no asafo no ti. Efi saa bere no, Yesu akɔ so akyerɛ ɔkwan a yɛmfa so nyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. Mmɔden a worebɔ sɛ wobɛboa nnipa pii ama wɔabehu ɔne n’Agya no, ohu na n’ani sɔ. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yebetumi ayɛ saa adwuma yi a, gye sɛ Yehowa ne Yesu boa yɛn.—Yoh. 15:4 w20.04 22 ¶7-8
Benada, August 2
‘Ahemfo baanu yi bɛtena ɔpon baako ho, na obiara bɛka atosɛm akyerɛ ne yɔnko.’—Dan. 11:27.
Israelfo bere so no, na wɔfrɛ atumfoɔ a wodi ade wɔ mmeae a ɛwɔ Israel man no atifi no “atifi fam hene.” Afei nso, na wɔfrɛ atumfoɔ a wodi ade wɔ mmeae a ɛwɔ Israel man no anafo no “anafo fam hene.” (Dan. 10:14) Ansa na Pentekoste afe 33 Y.B. no, na Israel man no yɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Nanso efi Pentekoste afe 33 Y.B. no, Yehowa ma ɛdaa adi sɛ Yesu asuafo anokwafo na wɔyɛ ne nkurɔfo. Enti nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel ti 11 no fã kɛse no ara fa Kristo akyidifo ho na ɛnyɛ Israel man no. (Aso. 2:1-4; Rom. 9:6-8; Gal. 6:15, 16) Afei nso bere rekɔ so no, na nea ɔyɛ atifi fam hene ne nea ɔyɛ anafo fam hene no sesasesa. Nanso sɛnea na wɔyɛ wɔn ade no de, na ɛnsesa. Nea edi kan, ahemfo no dii tumi wɔ aman a Onyankopɔn nkurɔfo dɔɔso wɔ hɔ so anaa wɔtan wɔn ani. Nea ɛto so mmienu, nea wɔde yɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo kyerɛe sɛ na wɔtan nokware Nyankopɔn Yehowa. Nea ɛto so mmiɛnsa, na ahemfo mmienu no mu biara pɛ sɛ onya tumi sen ne yɔnko. w20.05 3 ¶3-4
Wukuda, August 3
Mɛyɛ Me Ho Nea Mepɛ Sɛ Meyɛ Biara.—Ex. 3:14.
Sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ biribi a, ɔyɛ ne ho nea ehia biara sɛnea ɛbɛyɛ a n’atirimpɔw bɛbam. Ade foforo a Yehowa yɛ ne sɛ, obetumi ama n’asomfo a wɔtɔ sin ayɛ nea ehia biara sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asom no, na ama nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no aba mu. (Yes. 64:8) Yehowa fa saa akwan yi so ma n’apɛde yɛ hɔ. Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, biribiara nni hɔ a ebetumi asi no kwan. (Yes. 46:10, 11) Sɛ yedwinnwen nea yɛn Agya a ɔwɔ soro no ayɛ ne nea wama yɛatumi ayɛ ho a, ɛbɛma yɛanya anisɔ kɛse ama no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ yedwinnwen nneɛma a Yehowa abɔ ho, anaa biribiara a wayɛ ho a, ɛma yɛn ho dwiriw yɛn. (Dw. 8:3, 4) Afei nso, sɛ yedwinnwen nea Yehowa ama yɛatumi ayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ n’apɛde no ho a, ɛma yenya obu kɛse ma no. Edin Yehowa no yɛ nwonwa paa! Ɛma yehu sɛnea yɛn Agya no te ankasa, nea wayɛ nyinaa, ne biribiara a ɔbɛyɛ daakye.—Dw. 89:7, 8. w20.06 9-10 ¶6-7
Yawda, August 4
Onyankopɔn . . . na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome.—Aso. 17:24, 25.
Nnipa ne mmoa nyinaa home mframa kɔ wɔn mu na ama wɔatumi atena ase. Wobu akontaa sɛ afe biara mframa a nnipa ne mmoa home kɔ wɔn mu no nni ano. Bere koro no ara nnipa ne mmoa home mframa gu; wɔfrɛ saa mframa no carbon dioxide. Nanso nnipa ne mmoa nya mframa home kɔ wɔn mu daa, na mframa a yɛhome gu no nso, ennye asase mmɔ so. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa bɔɔ nnua akɛse ne nketewa, ne afifide nketenkete a egye mframa a yɛhome gu no, na nnua ne afifide yi nso ma yɛn mframa a yɛhome no. Sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛhome mframa gu ma nnua ne afifide gye na wɔn nso ma yɛn mframa a yɛhome no a, ɛma yehu sɛ ɛnnɛ asɛm no yɛ nokware. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ asase a yɛte so yi ne nneɛma pa a ɛwɔ so no nyinaa? (Dw. 115:16) Ade baako a yebetumi ayɛ ne sɛ yebedwinnwen nneɛma a Yehowa abɔ ho. Wei bɛkanyan yɛn ama yɛada Yehowa ase da biara da wɔ nneɛma pa a ɔde ma yɛn no ho. Afei nso baabi a yɛte no, sɛ yedi hɔ ni a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ asase a Yehowa de ama yɛn no. w20.05 22 ¶5, 7
Fida, August 5
Mɛtew me din kɛse a woguu ho fĩ wɔ amanaman mu no ho.—Hes. 36:23.
Yehowa de nyansa, abotare ne atɛntrenee na edii Satan atuatew no ho dwuma. Afei nso, wafa akwan pii so akyerɛ sɛ ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ. Na nea edi akoten wɔ biribiara a ɔyɛ mu ne ɔdɔ. (1 Yoh. 4:8) Yehowa yɛ adwuma bere nyinaa de tew ne din ho. Ɛnnɛ, Satan da so ara resɛe Onyankopɔn din. Ɔmpɛ sɛ nkurɔfo begye adi sɛ Onyankopɔn wɔ tumi, obu atɛntrenee, ɔwɔ nyansa na ɔdɔ nnipa. Satan pɛ sɛ nkurɔfo gye di sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔbɔɔ ade. Na sɛ nkurɔfo gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ mpo a, Satan pɛ sɛ wogye di sɛ Onyankopɔn yɛ katee na ne mmara so di yɛ den. Afei nso, ɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ Yehowa nni ahummɔbɔ, na ɔyɛ Onyankopɔn a ne tirim yɛ den na ɔhyew nnipa wɔ gya mu. Sɛ nkurɔfo gye atosɛm a ɛte saa di a, ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama Yehowa adi wɔn so. Enkosi sɛ Yehowa bɛsɛe Satan no, ɔbɛyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma wo nso woatwe wo ho afi Yehowa ho. Satan betumi atwe wo afi Yehowa ho anaa? w20.06 5 ¶13-15
Memeneda, August 6
Greeceni anaa Yudani nni hɔ, twetiatwa anaa momonoto nni hɔ, ɔnanani, Skiteni, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, efisɛ Kristo na biribiara gyina no so, na yɛn nyinaa ne no yɛ baako.—Kol. 3:11.
Wokɔ asafo pii mu a, wubehu anuanom a wɔrebɔ wɔn ho mmɔden sɛ wobesua kasa foforo. Nanso, ebia ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛka kasa no yiye. Sɛ yɛamfa yɛn adwene ansi sɛnea wɔka kasa no so a, yebehu sɛ wɔdɔ Yehowa na wɔreyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛsom no. Sɛ yehu saa suban pa yi wɔ wɔn ho a, ɛbɛma yɛabu wɔn na yɛahu sɛ wɔsom bo paa. Ɛba saa a, yɛrennya adwene sɛ esiane sɛ wɔnte yɛn kasa yiye nti ‘yenhia wɔn.’ (1 Kor. 12:21) Yehowa ama yɛn mu biara hokwan a ɛso bi nni wɔ n’asafo no mu. Enti, mmea ne mmarima, asigyafo ne awarefo, mpanyimfo ne mmofra, yɛn a yetumi ka kasa bi yiye, ne yɛn a yentumi nka no yiye nyinaa, yɛsom bo ma Yehowa ne yɛn nuanom. (Rom. 12:4, 5; Kol. 3:10) Momma yɛnkɔ so nkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ hokwan a yɛne yɛn nuanom wɔ wɔ Yehowa asafo mu no. w20.08 31 ¶20-22
Kwasida, August 7
Mmarima bi de wɔn ho bɔɔ no, na wɔbɛyɛɛ gyidifo.—Aso. 17:34.
Ɛmfa ho sɛ na Atenefo no som abosom, wobu brabɔne, na nnipa nyansa adi wɔn ti no, ɔsomafo Paul kɔɔ so kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn. Wodidii Paul atɛm mpo, nanso wamma n’abam ammu. Ɛmfa ho sɛ na Paul yɛ ‘mmusubɔfo, ɔtaa nkurɔfo, na ɔyɛɛ aniammɔho’ no, akyiri yi ɔbɛyɛɛ Kristoni. (1 Tim. 1:13) Sɛnea na Yesu wɔ ahotoso sɛ Paul betumi abɛyɛ ne suani no, saa ara na Paul nso nyaa gyidi sɛ Atenefo no nso betumi abɛyɛ Yesu asuafo. Nokwasɛm ne sɛ, Paul nsa ansi fam. (Aso. 9:13-15) Asomafo no bere so no, nnipa a wofi mmaa nyinaa bɛyɛɛ Yesu asuafo. Ná Korinto yɛ kurow a ɛwɔ Greece, na bere a Paul kyerɛw krataa kɔmaa Kristofo a wɔwɔ hɔ no, ɔkaa sɛ bere bi a atwam no, na ebinom a wɔwɔ asafo no mu yɛ nsɛmmɔnedifo na na ebinom nso bu brabɔne. Afei ɔka kaa ho sɛ: “Saa na na mo mu binom te. Nanso wɔaguare mo kama.” (1 Kor. 6:9-11) Ɛyɛ wo a, anka wubenya ahotoso sɛ saa nnipa yi betumi ayɛ nsakrae abɛyɛ asuafo anaa? w20.04 12 ¶15-16
Dwoda, August 8
Afei de, mabrɛ! . . . Gye me nkwa fi me nsam.—1 Ahe. 19:4.
Sɛ obi fi ase nya adwene sɛ mfaso biara nni so sɛ obi bɛsom Yehowa a, ɛnsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo pere wɔn ho bu no atɛn. Sɛnea onii no kasa ne sɛnea ɔyɛ n’ade no, ɛnsɛ sɛ ɛno nti mpanyimfo no bu no fɔ, na mmom ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden hu nea enti a ɔreyɛ saa. Ɛno ansa na mpanyimfo no betumi de Bible atu no fo ama aboa no. Odiyifo Elia guan fii Ɔhemmaa Yesebel anim. (1 Ahe. 19:1-3) Na ɔte nka sɛ n’adwuma no so nni mfaso biara, na na ɔpɛ sɛ owu. (1 Ahe. 19:10) Sɛ́ anka Yehowa bebu Elia atɛn no, ɔma onyaa awerɛhyem sɛ ɛnkaa ɔno nko ara, na ɔma ohui sɛ ɔde ne tumi bɛtaa n’akyi. Afei nso, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ adwuma pii wɔ hɔ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ. Yehowa nyaa abotare tiee nea na ɛhaw Elia nyinaa na ɔmaa no dwumadi foforo. (1 Ahe. 19:11-16, 18) Dɛn na yesua fi mu? Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ Yehowa nguan no brɛbrɛ, nanso asafo mu mpanyimfo titiriw na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Sɛ obi ka sɛ ne bo afuw anaa ɔka sɛ ɔte nka sɛ Yehowa mfaa ne bɔne nkyɛɛ no na sɛ ɔreka ne koma mu asɛm akyerɛ mpanyimfo no a, wobetie no. Afei, wɔbɛyɛ nea wobetumi biara ama oguan a wayera no awerɛhyem sɛ Yehowa bu no sɛ ɔsom bo. w20.06 21-22 ¶13-14
Benada, August 9
Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa.—Mmeb. 17:17.
Yehowa bɔɔ yɛn sɛ yɛne yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo mmɔ fekuw mma yɛn ani nnye. (Dw. 133:1) Ná Yesu wɔ nnamfo pa. (Yoh. 15:15) Bible ma yehu sɛ, sɛ yɛwɔ nnamfo pa a, ɛboa yɛn. (Mmeb. 18:24) Afei nso Bible ka sɛ, sɛ yɛtew yɛn ho a, ɛremmoa yɛn. (Mmeb. 18:1) Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ wɔkɔ sohyial media so a, wobenya nnamfo pii, na ɛremma wɔnte nka sɛ wɔyɛ ankonam. Nanso sɛ yɛkɔ sohyial media so a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye paa. Nhwehwɛmu bi a wɔayɛ kyerɛ sɛ, nkurɔfo a wɔde bere pii kyinkyin sohyial media so no, ebewie ase no na wɔayɛ ankonam anaa wɔanya adwenemhaw. Adɛn ntia? Ade baako a ɛma ɛba saa ne sɛ, ɛyɛ a nkurɔfo taa de nneɛma a ɛkɔ yiye wɔ wɔn asetenam ho mfoni gu sohyial media so. Ebi yɛ wɔn ankasa mfoni, mfoni a wɔne wɔn nnamfo atwa, ne mmeae a ɛyɛ fɛ a wɔakɔsrasra. Sɛ obi hwɛ saa mfoni yi a, anhwɛ a obenya adwene sɛ ne mfɛfo rekɔ gyaw no, na n’ani nnye. w20.07 5-6 ¶12-13
Wukuda, August 10
Asomafo no ne mpanyimfo no hyiae sɛ wɔrebɛhwɛ aka asɛm no.—Aso. 15:6.
Ɔwɛn-Aban a ɛbaa October 1, 1988 borɔfo de no kaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hu sɛ, sɛ wɔresusuw asɛm bi ho anaa wɔresi gyinae bi a ɛho hia a, Kristo betumi ama honhom kronkron no akyerɛ ɔpanyin bi kwan ama no atwe adwene asi Bible nnyinasosɛm bi a ɛbɛboa so. (Aso. 15:7-15) Ɛnyɛ asafo mu panyin baako pɛ na honhom kronkron de no yɛ adwuma.” Sɛ asafo mu panyin bi bu ne mfɛfo mpanyimfo a wɔaka no a, ɔrennya adwene sɛ bere biara a wobehyia no ɔno na ɛsɛ sɛ odi kan kasa. Ɔrennye nhyiam no mmɔ so, na ɔrennya adwene sɛ nea ɔbɛka nko ara na ɛyɛ papa. Mmom, ɔbɛbrɛ ne ho ase na wakyerɛ n’adwene. Sɛ afoforo rekyerɛ wɔn adwene a, ɔbɛyɛ aso atie wɔn. Nea ehia paa no, bere biara ɔtwe adwene si Bible nnyinasosɛm so na ɔbɔ mmɔden sɛ obetie akwankyerɛ a efi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no hɔ. (Mat. 24:45-47) Sɛ asafo mu mpanyimfo da ɔdɔ ne obu adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho bere a wɔresusuw nneɛma ho no a, Onyankopɔn de ne honhom no bɛma wɔn na ɛbɛboa wɔn ma wɔasisi gyinae a ɛfata.—Yak. 3:17, 18. w20.08 27 ¶5-6
Yawda, August 11
Kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.—Rom. 12:21.
Ná ɔsomafo Paul atamfo no wɔ tumi sen no koraa. Wɔma wɔhwee no mpɛn pii, na wɔde no too afiase nso. Afei nso, nnipa a na anka wɔyɛ Paul nnamfo no, wɔne no anni no yiye. Kristofo asafo no mu mpo, ebinom sɔre tiaa no. (2 Kor. 12:11; Filip. 3:18) Nanso, ɔsɔretia a wɔde baa Paul so nyinaa no, otumi gyinaa ano. Ɔyɛɛ no sɛn? Ɔsɔretia yi nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so kaa asɛmpa no. Ne nuanom Kristofo di ne huammɔ mpo a, na onnyae wɔn akyi di. Afei nso, odii Onyankopɔn nokware kosii sɛ owui. (2 Tim. 4:8) Ɛnyɛ Paul ahoɔden nti na otumi yɛɛ wei nyinaa, na mmom ɔde ne ho too Yehowa so ntia. Ɛyɛ a nkurɔfo tan w’ani anaa wodidi wo atɛm? Wo botae ne sɛ wode Bible no bɛkyerɛkyerɛ wɔn ama wɔahu Yehowa. Nea ɛbɛma woatumi ayɛ saa no, sɛ nkurɔfo bisa wo asɛm a, fa Bible yi ano. Afei nso, wɔn a wɔne wo nni no yiye no, tɔ wo bo ase ne wɔn kasa wɔ obu mu, na yɛ nnipa nyinaa ne w’atamfo mpo papa.—Mat. 5:44; 1 Pet. 3:15-17. w20.07 17-18 ¶14-15
Fida, August 12
W’ahobrɛase ma meyɛ kɛse.—2 Sam. 22:36.
Yebetumi aka paa sɛ Yehowa brɛ ne ho ase anaa? Yiw yebetumi. Saa ara na Dawid nso kae wɔ kyerɛwsɛm a yɛresusuw ho nnɛ no mu. (Dw. 18:35) Ɛbɛyɛ sɛ na Dawid redwinnwen da a odiyifo Samuel baa ne papa fie sɛ ɔrebɛsra nea na ɔbɛyɛ Israel hene daakye no ho. Mmarima nwɔtwe a na wɔwɔ fie hɔ no, Dawid na na osua koraa nanso ɔno na Yehowa yii no sɛ obedi Ɔhene Saul ade. (1 Sam. 16:1, 10-13) Ɛbɛyɛ sɛ na Dawid ne odwontofo a ɔkyerɛw asɛm a ɛwɔ Dwom 113 no yɛ adwene. Ɛhɔ ka sɛ: “Ɔbrɛ ne ho ase hwɛ ɔsoro ne asase so, na ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu; ɔma ohiani so ma ɔtena atitiriw mu.” (Dw. 113:6-8) Sɛnea Yehowa ne n’asomfo a wɔtɔ sin di no ma yehu sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Ɔsom a yɛde ma no no n’ani sɔ, nanso ɛno da nkyɛn a, ohu yɛn sɛ ne nnamfo. (Dw. 25:14) Yehowa fii ne pɛ mu de ne ba no bɔɔ afɔre maa yɛn. Ɔyɛɛ saa na ama yɛatumi afa no adamfo. Nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ yɛn asɛm yɛ no mmɔbɔ. w20.08 8 ¶1-3
Memeneda, August 13
[Yehowa mpɛ] sɛ obiara bɛsɛe; nea ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.—2 Pet. 3:9.
Yehowa ahyɛ da ne bere pɔtee a ɔbɛsɛe wiase bɔne yi. (Mat. 24:36) Sɛ bere a wahyɛ no nsoe a, ɔrempere ne ho nyɛ biribiara. Yehowa pɛ sɛ onyan awufo, nanso wato ne bo ase retwɛn. (Hiob 14:14, 15) Ɔretwɛn akosi sɛ bere a wahyɛ no bɛso ansa na wanyan wɔn aba nkwa mu. (Yoh. 5:28) Yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase sɛ ɔwɔ yɛn ho abotare. Wo de, susuw ho hwɛ, esiane Yehowa abotare nti, wama yɛne afoforo bere ama ‘yɛanya adwensakra.’ Yehowa pɛ sɛ nnipa pii nya daa nkwa. Enti momma yɛnkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ sɛ Yehowa anya yɛn ho abotare. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara hwehwɛ “wɔn a wɔpɛ daa nkwa,” na yɛboa wɔn ma wɔdɔ Yehowa na wɔsom no. (Aso. 13:48) Yetumi yɛ saa a, ɛbɛboa wɔn ma wɔanya Yehowa abotare no so mfaso sɛnea yɛn nso yɛanya no. w20.08 18 ¶17
Kwasida, August 14
O Yehowa, ma minhu w’akwan; kyerɛ me w’atempɔn.—Dw. 25:4.
Sɛ wo ne obi reyɛ Bible adesua a, ɛnyɛ sɛ wobɛma wanya nimdeɛ kɛkɛ, na mmom ɛsɛ sɛ woma adesua no ka ne koma. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ biribi ka yɛn koma a na yɛde yɛ adwuma. Koma no gyina hɔ ma nea yɛpɛ ne sɛnea yɛte nka. Ná Yesu nkyerɛkyerɛ tɔ asom, na ɛmaa nkurɔfo ani gyee ne nkyerɛkyerɛ ho. Nanso nea ɛmaa nkurɔfo dii n’akyi ne sɛ na ne nkyerɛkyerɛ ka wɔn koma. (Luka 24:15, 27, 32) Ɛho hia sɛ wo suani no hu sɛ Yehowa yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa a obetumi ne no anya abusuabɔ. Afei nso ɛsɛ sɛ ohu sɛ Yehowa betumi ayɛ n’Agya, ne Nyankopɔn ne n’Adamfo. (Dw. 25:5) Sɛ moreyɛ Bible adesua no a, ma onhu Onyankopɔn suban a ɛyɛ fɛ no yiye. (Ex. 34:5, 6; 1 Pet. 5:6, 7) Ɛmfa ho nea moresua biara no, twe adwene si Yehowa so na onhu sɛnea ɔte. Boa wo suani no ma onhu Yehowa suban a ɛyɛ fɛ te sɛ ɔdɔ, ayamye ne ayamhyehye. Yesu kaa sɛ ‘ahyɛde a ɛyɛ kɛse sen ahyɛde nyinaa ne nea edi kan’ ne sɛ “dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Mat. 22:37, 38) Bɔ mmɔden sɛ wobɛboa wo suani no ama wafi ne koma nyinaa mu adɔ Onyankopɔn. w20.10 10 ¶12
Dwoda, August 15
Na Yesu dɔ Marta ne ne nuabea ne Lasaro.—Yoh. 11:5.
Ná Yesu di mmea nyinaa ni. (Yoh. 4:27 Nanso mmea a na wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no, na Yesu bu wɔn paa. Ná obu wɔn sɛ ne nua mmea, na bere a na ɔreka wɔn a wɔyɛ n’abusua ho asɛm no, ɔkaa sɛ mmarima ne mmea nyinaa ka ho. (Mat. 12:50) Afei nso Yesu ne wɔn faa adamfo paa. Yɛnhwɛ ayɔnkofa a na ɛda ɔne Maria ne Marta ntam. Ɛbɛyɛ sɛ na mmea mmienu yi nyinaa nwaree. (Luka 10:38-42) Nsɛm a Yesu kae ne nea ɔyɛe maa mmea yi ho tɔɔ wɔn. Ná Maria nsuro sɛ ɔbɛtena Yesu nan ase atie ne nkyerɛkyerɛ. Marta nso, na ɛhaw no sɛ Maria ammoa no, nanso anyɛ den amma no sɛ ɔbɛka ho asɛm akyerɛ Yesu. Saa bere no, Yesu boaa mmea yi ma wosuaa biribi titiriw. Afei nso, Yesu maa mmea yi ne wɔn nuabarima Lasaro hui sɛ odwen wɔn ho, enti ɛyɛ a na ɔkɔsra wɔn. (Yoh. 12:1-3) Bere a Lasaro yaree denneennen no, na Maria ne Marta nim sɛ wobetumi akɔ Yesu nkyɛn ama waboa wɔn.—Yoh. 11:3. w20.09 20 ¶3; 21 ¶6
Benada, August 16
Na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, odu hɔ pɛ, Onyankopɔn Ahenni no bɛba.—Luka 19:11.
Yesu asuafo no, na wɔrehwɛ kwan sɛ Ahenni no beyi ne ho adi “amonom hɔ ara” na ama wɔade wɔn ho afi Roma nhyɛso ase. Yɛn nso yenyae a anka Onyankopɔn Ahenni no abeyi wiase bɔne yi afi hɔ ama wiase foforo no aba. Treneefo nko ara na wɔbɛtena saa wiase no mu. (2 Pet. 3:13) Nanso ɛsɛ sɛ yenya abotare twɛn kosi sɛ bere a Yehowa ahyɛ no bɛso. Yehowa maa Noa bere ma ɔde yɛɛ adaka no, na ɔsan ma ɔkaa asɛm no kyerɛɛ afoforo, enti ɔbɛyɛɛ “trenee sɛnkafo.” (2 Pet. 2:5; 1 Pet. 3:20) Bere a Yehowa yɛe sɛ ɔbɛsɛe abɔnefo a wɔwɔ Sodom ne Gomora no, Abraham bisaa no nsɛm pii nanso Yehowa nyaa ne ho abotare tiee no. (Gen. 18:20-33) Israel man no anni Yehowa nokware nanso Yehowa nyaa wɔn ho abotare mfe pii. (Neh. 9:30, 31) Ɛnnɛ nso yehu sɛ Yehowa wɔ abotare paa. Efisɛ wɔn a ɔtwe wɔn no nyinaa, ɔma wɔn bere ma ‘wonya adwensakra.’ (2 Pet. 3:9; Yoh. 6:44; 1 Tim. 2:3, 4) Nea Yehowa ayɛ yi ma yehu sɛ, yɛn nso sɛ yɛreka asɛm no anaa yɛrekyerɛkyerɛ nkurɔfo a, ɛsɛ sɛ yenya wɔn ho abotare. w20.09 10 ¶8-9
Wukuda, August 17
‘Bere bi bɛba a awufo bɛsɔre.’—Aso. 24:15.
Sɛ Yehowa nyan awufo a, nneɛma a wonim dedaw no wɔn werɛ remfi na wɔn suban nso rensesa. Dɛn na wei ma yehu fa Yehowa ho? Ɛma yehu sɛ Yehowa dɔ wo paa ma enti nneɛma a wususuw ho wɔ w’adwenem ne wo komam, nsɛm a woka, ne nea woyɛ nyinaa onim. Enti sɛ ɛsɛ sɛ Yehowa nyan wo a, wo suban rensesa, na nneɛma a na wunim nso, obetumi ama woakae a ɔremmrɛ ho. Ná Ɔhene Dawid nim sɛ yɛn mu biara ho asɛm hia Yehowa. (Dw. 139:1-4) Sɛnea Yehowa nim yɛn yiye no, sɛn na ɛsɛ sɛ ɛma yɛte nka? Sɛnea Yehowa nim yɛn no, sɛ yesusuw ho a, ɛsɛ sɛ ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam. Adɛn ntia? Kae sɛ Yehowa dwen yɛn ho paa. Suban ahorow a ɛma yɛn mu biara yɛ soronko no, ɛyɛ no fɛ. Nea yɛafa mu wɔ yɛn asetena mu nyinaa onim. Hwɛ sɛnea wei ma yɛn koma tɔ yɛn yam! Ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ aka yɛn nko ara. Yehowa ka yɛn ho da biara, na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn.—2 Be. 16:9. w20.08 17 ¶13-14
Yawda, August 18
Mɛma woanya nhumu na makyerɛ wo ɔkwan a fa so.—Dw. 32:8.
Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne nkurɔfo. Yehowa asomfo yɛ ne mma na wɔda ne koma so, enti ɔpɛ sɛ wohu no, wɔdɔ no, na wɔtena ase afebɔɔ. Sɛ ɛnyɛ nkyerɛkyerɛ a Yehowa de ma yɛn a, anka wei nyinaa rentumi nyɛ yiye. (Yoh. 17:3) Yehowa nam Kristofo asafo a na ɛwɔ hɔ tete no so kyerɛkyerɛɛ ne nkurɔfo. (Kol. 1:9, 10) Honhom kronkron boaa asuafo no paa; ɛno ne “ɔboafo” a Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɛbɛba no. (Yoh. 14:16) Honhom kronkron boaa asuafo no ma wɔtee Onyankopɔn Asɛm no ase yiye, na ɛma wɔkaakae nea Yesu yɛe ne nsɛm a ɔkae nyinaa. Akyiri yi wotumi kenkan wei ho asɛm wɔ Nsɛmpa no mu. Nimdeɛ a tete Kristofo yi nyae no hyɛɛ wɔn gyidi den, na ɛhyɛɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn, ne Ba no, ne wɔn ho wɔn ho nso mu den. Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ “nna a edi akyiri no mu no,” nnipa a wofi aman nyinaa mu bɛba ne bepɔw so, kyerɛ sɛ, wɔbɛba abɛka n’asomfo anokwafo ho ma wɔakyerɛkyerɛ wɔn n’akwan. (Yes. 2:2, 3) Ɛnnɛ yehu sɛ saa nkɔmhyɛ no reba mu. w20.10 24 ¶14-15
Fida, August 19
Onyansafo tie, na osua nneɛma pii.—Mmeb. 1:5.
Dɛn na ɛremma obi ntie afotu pa a n’adamfo a ɔpɛ n’asɛm de bɛma no? Ɛyɛ ahantan. Ahantanfo pɛ sɛ ‘wonunu wɔn asom,’ na ‘woyi wɔn asõ fi nokware no ho.’ (2 Tim. 4:3, 4) Wɔn adwene yɛ wɔn sɛ wonim nyansa sen obiara ma enti wonhia afotu. Nanso ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi na ɔnyɛ hwee a, na ɔredaadaa ne ho.” (Gal. 6:3) Ɔhene Solomon nso kyerɛkyerɛɛ asɛm yi mu yiye paa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Abofra hiani nyansafo ye sen ɔhene akwakoraa gyimfo a ontie kɔkɔbɔ bio.” (Ɔsɛnk. 4:13) Hwɛ nea ɔsomafo Petro yɛe bere a ɔsomafo Paul kaa n’anim wɔ baguam no. (Gal. 2:11-14) Anka Petro betumi ama ne bo afuw Paul esiane sɛnea ɔkaa asɛm no ne baabi a ɔkaa asɛm no nti. Nanso Petro yɛɛ n’ade nyansam. Ogyee afotu no toom na wannya Paul ho adwemmɔne. Mmom, akyiri yi ɔkaa sɛ Paul yɛ ne “nua dɔfo.”—2 Pet. 3:15. w20.11 21 ¶9, 11-12
Memeneda, August 20
‘Monyɛ asuafo, monkyerɛkyerɛ wɔn.’—Mat. 28:19, 20.
Dɛn paa na ɛbɛboa Bible asuafo ama wɔabɛyɛ Kristo asuafo? Ɛne sɛ wɔbɛba Kristofo nhyiam. Nea wobesua afi Bible mu wɔ nhyiam a ɛte saa ase no bɛma wɔanya nimdeɛ pii, ɛbɛhyɛ wɔn gyidi den na ɛbɛboa wɔn ama wɔanya ɔdɔ kɛse ama Onyankopɔn. (Aso. 15:30-32) Afei nso, ɔdawurubɔfo no betumi aka akyerɛ Bible suani no sɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no na ɛkaa no ma odii Onyankopɔn mmara so. (2 Kor. 7:1; Filip. 4:13) Sɛ Bible asuafo hu adawurubɔfo a wɔbɔ wɔn ho mmɔden a, wosuasua wɔn na ɛma wohu sɛnea wobedi Kristo ahyɛde a ɛne sɛ yɛnnɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa no so. (Yoh. 13:35; 1 Tim. 4:12) Sɛ Bible suani hwɛ adawurubɔfo a wɔte saa a wɔrehyia ɔhaw a ɛte sɛ nea ɔrefa mu no a, ohu sɛ nsakrae a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ansa na watumi abɛyɛ Kristo suani no, obetumi ayɛ. (Deut. 30:11) Obiara a ɔwɔ asafo no mu betumi ayɛ biribi ama Bible asuafo anya nkɔso.—Mat. 5:16. w20.11 5 ¶10-12
Kwasida, August 21
Me ne mmoa koe wɔ Efeso.—1 Kor. 15:32.
Ɛbɛyɛ sɛ na ɔsomfo Paul ɔreka mmoa ankasa a ɔne wɔn koe wɔ Efeso agoprama so no ho asɛm. (2 Kor. 1:8; 4:10; 11:23) Anaa ebia na ɔreka Yudafo a wɔtan n’ani denneennen, ne wɔn a na wɔte sɛ nkekaboa no ho asɛm. (Aso. 19:26-34; 1 Kor. 16:9) Sɛnea na ɛte biara no, Paul huu amane paa. Ne nyinaa akyi, na ogye di sɛ daakye papa bi da n’anim. (1 Kor. 15:30, 31; 2 Kor. 4:16-18) Yɛte mmere bɔne mu. Yɛn nuanom binom ahu amane wɔ nsɛmmɔnedifo nsam. Ebinom nso tete mmeae a ɔko ayɛ hɔ pasaa, na ɛyɛ den sɛ wobenya ahobammɔ. Aman a wɔde wɔn nsa ato yɛn dwumadi so, anaa wɔabra yɛn som no, yɛn nuanom a wɔwɔ hɔ no de wɔn nkwa to asiane mu, anaasɛ wɔde wɔn ahofadi bɔ afɔre na wɔatumi asom Yehowa. Nanso yɛn nuanom yi nyinaa mia wɔn ani som Yehowa, na yebetumi asuasua wɔn nhwɛso no. Enti wonsuro koraa efisɛ wonim sɛ, sɛ wowu saa bere yi mpo a, Yehowa wɔ biribi papa bi a ɔde bɛma wɔn daakye. w20.12 9 ¶3-4
Dwoda, August 22
Yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo. Moyɛ Onyankopɔn afuw, Onyankopɔn dan.—1 Kor. 3:9.
Nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu ani nnye asɛmpa no ho, anaa nnipa kakraa bi na ɛyɛ a woto wɔn wɔ fie nti ɛtɔ da a ɛma w’abam bu anaa? Sɛ yɛkɔ tebea a ɛte saa mu a, dɛn na ɛbɛma yɛakura yɛn anigye mu anaa ɛbɛma yɛn anigye ayɛ kɛse? Ɛho hia sɛ yenya adwene a ɛfata wɔ asɛnka adwuma no ho. Dɛn na ɛno kyerɛ? Fa w’adwene si Onyankopɔn din ne n’Ahenni a wobɛka ho asɛm akyerɛ nkurɔfo no so. Yesu kaa no pen sɛ nnipa kakraa bi na wobehu ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no. (Mat. 7:13, 14) Sɛ yɛnam asɛnka mu a, yenya hokwan ne Yehowa, Yesu, ne abɔfo no yɛ adwuma. (Mat. 28:19, 20; Adi. 14:6, 7) Yehowa twe wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no no ba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44) Enti sɛ ɛnnɛ obi antie asɛm a yɛka no a, ebia ɔkyena yɛkɔ a obetie. Onuawa bi a wɔfrɛ no Deborah ka sɛ: “Ade baako a Satan de ko tia yɛn paa ne sɛ ɔbɛma yɛn abam abu.” Nanso, Satan ne n’akode nyinaa mpo ntumi nnyina Yehowa Nyankopɔn anim. w20.12 26-27¶18-19, 21
Benada, August 23
Momma yɛnkɔ so nnodɔ yɛn ho, efisɛ ɔdɔ fi Onyankopɔn.—1 Yoh. 4:7.
Kristofo anokwafo pii wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wɔde bere pii yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua. Ne nyinaa akyi no, saa adawurubɔfo anokwafo yi yɛ nea wobetumi biara de boa Onyankopɔn ahyehyɛde no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔn mu bi tumi kɔboa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn. Ebi nso tumi kɔboa ma wosisi adan de boa Yehowa som. Ebinom nso yi ntoboa de boa wiase nyinaa som adwuma no. Nea enti a wɔyɛ weinom nyinaa ne sɛ, wɔdɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa. Nnawɔtwe biara, yɛyɛ nneɛma bi de kyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo. Ebi ne sɛ, yɛkɔ asafo nhyiam, na yɛkɔ nso a yɛma mmuae. Ɛwom, ɛtɔ da a na yɛabrɛ, nanso yemia yɛn ani kɔ asafo nhyiam. Ɛtɔ da a, yɛpɛ sɛ yɛma mmuae a na yɛn yam hyehye yɛn, nanso yemia yɛn ani ma mmuae no. Ɛwom sɛ obiara wɔ ne haw de, nanso obiara hyɛ ne yɔnko nkuran ansa na yɛafi asafo nhyiam ase, na yɛpɔn nso a yɛyɛ saa ara. (Heb. 10:24, 25) Nneɛma a yɛn nuanom Kristofo yɛ yi, yɛn ani sɔ paa! w21.01 10 ¶11
Wukuda, August 24
Mommma yɛn mu biara mmma ne ho so.—Gal. 5:26.
Wɔn a wɔyɛ ahantan no, wɔpɛ sɛ afoforo kamfo wɔn nanso ɛyɛ den sɛ wɔbɛkamfo afoforo. Wɔtaa de wɔn ho toto afoforo ho na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma afoforo ate nka sɛ wɔkyɛn wɔn. Sɛ́ anka wɔbɛtete afoforo na wɔde adwuma ahyɛ wɔn nsa no, nea ɛyɛ a wɔka ne sɛ wopɛ sɛ adwuma bi kɔ yiye a, gye sɛ wo ara woyɛ w’ade. Sɛ obi yɛ ahantan a ɛyɛ a obu ne ho sɛ ne ho hia sen afoforo, na sɛ afoforo bɔ mmɔden wɔ biribi mu sen no a, ɛyɛ a n’ani bere wɔn. Sɛ yehu sɛ yɛreyɛ ayɛ ahantan a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae na yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn na ‘yennya adwensakra’ na saa suban bɔne yi annidi yɛn mu. (Rom. 12:2 ) Yɛn ani sɔ nhwɛso a Yehowa ayɛ no paa. (Dw. 18:35) Yehu n’ahobrɛase wɔ sɛnea ɔne n’asomfo di nsɛm no mu, na yɛpɛ sɛ yesuasua no. Afei nso, yɛpɛ sɛ yesuasua wɔn a wɔbrɛɛ wɔn ho ase som Yehowa a wɔn nhwɛso wɔ Bible mu no. Momma yɛmfa nnidi ne anuonyam a ɛfata Yehowa no mma no daa.—Adi. 4:11. w20.08 13 ¶19-20
Yawda, August 25
Nanso wɔn a wɔware no ho bɛyeraw wɔn ɔhonam mu.—1 Kor. 7:28.
Aware de, ɛyɛ akyɛde a edi mu a efi Onyankopɔn hɔ, nanso yɛn nnipa na bɔne wɔ yɛn ho. (1 Yoh. 1:8) Ɛno nti na Onyankopɔn Asɛm kaa sɛ awarefo bɛfa ɔhaw mu no. Bible kaa no sɛ wɔn ho “behiahia wɔn ɔhonam mu.” Yehowa hwɛ kwan sɛ Kristoni barima bɛhwɛ ama ne yere ne ne mma asom Yehowa yiye na wahwɛ ama wɔn ani agye. Afei nso, Yehowa hwɛ kwan sɛ ɔbarima no bɛboa ne yere ne ne mma ama wɔanya nea wobedi ne nea wɔbɛhyɛ. (1 Tim. 5:8) Nanso ɛsɛ sɛ da biara da, Kristofo mmea awarefo gye bere kenkan Onyankopɔn Asɛm na wodwinnwen ho na wɔbɔ Yehowa mpae ka wɔn koma mu asɛm kyerɛ no. Wei betumi ayɛ den ama wɔn. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛyɛ a na adwuma gu wɔn so, nanso ɛho hia paa sɛ wonya saa nneɛma no ho adagyew. Adɛn ntia? Efisɛ Yehowa pɛ sɛ yɛn mu biara ne no fa adamfo na bere nyinaa yɛhwɛ sɛ yɛne no ntam yɛ kama. (Aso. 17:27) Nea ɛwom ne sɛ, sɛ ɔbea betumi abrɛ ne ho ase ama ne kunu a, ɛsɛ sɛ omia n’ani paa efisɛ ne kunu yɛ nipa; mfomso wɔ ne ho. Nanso sɛ ɔbea no hu nea enti a Bible ka sɛ mmea mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn kununom na ogye tom a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ obetie Yehowa na wabrɛ ne ho ase. w21.02 8 ¶3; 9 ¶6-7
Fida, August 26
Wɔsɔ mo gyidi hwɛ saa a, ɛbɛma mode animia agyina ɔhaw ano.—Yak. 1:3.
Sɔhwɛ anaa amanehunu a yehyia no, yebetumi de atoto ogya a ɔtomfo de dade hyɛ mu yɛ sekan ho. Sɛ ɔde dade no to ogya mu ma ɛdɔ paa na ɔde hyɛ nsu mu ma edwo a, ɛma dade no yɛ den paa. Yɛn nso, sɛ sɔhwɛ to yɛn na yegyina mu a, ɛma yɛn gyidi yɛ den. Ɛno nti na Yakobo kyerɛwee sɛ: “Momma boasetɔ nwie n’adwuma na moayɛ pɛ adi mũ biribiara mu a hwee nhia mo.” (Yak. 1:4) Sɛ yehu sɛ sɔhwɛ ma yɛn gyidi yɛ den a, ɛbɛma yɛde anigye agyina sɔhwɛ mu. Yakobo krataa no mu no, ɔkyerɛɛ nneɛma bi nso a ebetumi asɛe yɛn anigye. Emu baako ne bere a yenhu nea yɛnyɛ. Sɛ sɔhwɛ to yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa boa yɛn ma yɛyɛ nea ɛbɛsɔ n’ani. Ɛsɛ sɛ yɛsrɛ no nso sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnyɛ nea ɛbɛboa yɛn nuanom Kristofo, ɛne nea ɛbɛma yɛakɔ so adi nokware ama no. (Yer. 10:23) Yehia nyansa na ama yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na afei nso sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, yɛahu nea yɛbɛka. Sɛ yenhu nea yɛnyɛ a, yɛn aba mu betumi abu, na ɛrenkyɛ koraa na yɛn anigye asɛe. w21.02 28 ¶7-9
Memeneda, August 27
Mumfi komam nnodɔ mo ho denneennen.—1 Pet. 1:22.
Yehowa yɛ wei ho nhwɛso ma yɛn. Dɔ a ɔdɔ yɛn no kɔ akyiri paa, enti sɛ yedi no nokware a, ɔntwe ne ho mfi yɛn ho da. (Rom. 8:38, 39) Greek asɛmfua a wɔkyerɛ ase “denneennen” no, adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ obi atwe ne mu anaa wamia n’ani paa reyɛ biribi. Wei kyerɛ sɛ ɛtɔ da a, gye sɛ yemia yɛn ani paa ansa na yɛatumi apɛ yɛn nua Kristoni bi asɛm. Sɛ yɛn nuanom Kristofo binom yɛ ade ma ɛhaw yɛn a, ehia sɛ yɛkɔ so ‘ne yɛn ho tena ɔdɔ mu, na yɛyere yɛn ho denneennen de asomdwoe koroyɛ hama tena ase honhom biakoyɛ mu.’ (Efe. 4:1-3) Sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛma “asomdwoe” atena yɛne yɛn nuanom Kristofo ntam a, yɛremfa yɛn adwene nsi wɔn mfomso so, na yɛbɛbɔ mmɔden paa sɛ yebehu wɔn sɛnea Yehowa hu wɔn no. (1 Sam. 16:7; Dw. 130:3) Ɛtɔ da a, ɛnna fam sɛ yɛbɛpɛ yɛn nua Kristoni bi asɛm, titiriw bere a yɛn ani tua ne mfomso ahorow no. Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no, na wei yɛ wɔn mu bi haw paa. Yɛnhwɛ Euodia ne Sintike sɛɛ. Ɔsomafo Paul tuu wɔn fo sɛ, “wonnya adwenkoro Awurade mu.”—Filip. 4:2, 3. w21.01 22-23 ¶10-11
Kwasida, August 28
Mmerante, merekyerɛw mo, efisɛ mo ho yɛ den, na Onyankopɔn asɛm te mo mu, na moadi ɔbɔnefo no so nkonim.—1 Yoh. 2:14.
Mmerante a mo ne wɔn a wɔn ani afi de mmati koro resom Yehowa no, moda wɔn koma so paa! (Sef. 3:9) Nsi ne ahokeka a mode som, ne ahoɔden ne anigye a mode yɛ adwuma a wɔde ahyɛ mo nsa no, ɛma wɔn ani gye paa. Wonni mo ho agorɔ koraa! Anuanom mmerante, mommma mo werɛ mmfi da sɛ Yehowa wɔ mo mu awerɛhyem. Ɔka too hɔ sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmerante asafodɔm betu wɔn ho ama koraa. (Dw. 110:1-3) Onim sɛ modɔ no, na mopɛ sɛ moyɛ nea mubetumi nyinaa de som no. Enti woyɛ aberante a, nya afoforo ho abotare, na wo ara nso nya abotare. Sɛ wudi mfomso a, nteɛso ne ntetee a wɔde bɛma wo no, gye tom na hu no sɛ efi Yehowa hɔ. (Heb. 12:6) Yere wo ho yɛ adwuma biara a wɔde bɛhyɛ wo nsa. Biribiara a woyɛ mu no, nea ehia paa ne sɛ, wobɛma w’Agya a ɔwɔ soro no koma atɔ ne yam.—Mmeb. 27:11. w21.03 7 ¶17-18
Dwoda, August 29
Sɛ w’aba mu bu ɔhaw bere mu a, w’ahoɔden bɛyɛ ketewaa bi.—Mmeb. 24:10, ase hɔ asɛm.
Nneɛma pii tumi ma yɛn abam bu. Ebi fi yɛn, ebi nso mfi yɛn. Yɛn sintɔ ne yɛn mmerɛwyɛ ne yare tumi ma yɛn abam bu. Sɛ yɛrepɛ hokwan bi wɔ Yehowa som mu na yɛn nsa nka, anaa nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu ntie asɛmpa no a, ɛno nso tumi ma yɛn abam bu. Esiane yɛn sintɔ ne yɛn mmerɛwyɛ nti, ɛnyɛ den koraa sɛ yebenya adwene sɛ yɛn so nni mfaso. Ebetumi ama yɛanya adwene sɛ Yehowa remma yɛnkɔ wiase foforo no mu bi. Ɛyɛ hu paa sɛ yebenya saa adwene no. Bible ma yehu sɛ, wuyi Yesu Kristo si nkyɛn a, nnipa nyinaa “ayɛ bɔne.” (Rom. 3:23) Nanso Onii a ɔkyerɛw Bible no mfa n’adwene nsi yɛn mfomso so na ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ pɛ. Mmom ɔyɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ, na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn. Afei nso ɔwɔ abotare. Mmɔden a yɛrebɔ sɛ yebehu sɛ yɛn so wɔ mfaso na yɛadi yɛn mmerɛwyɛ so no, Yehowa hu na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn.—Rom. 7:18, 19. w20.12 22 ¶1-3
Benada, August 30
Ne korakora no, anuanom, monkɔ so nni ahurusi, momma wonnye mo nsi yiye.—2 Kor. 13:11.
Yɛn mu biara retu kwan. Yɛn botae ne sɛ yɛbɛkɔ akodu wiase foforo no mu. Ɛhɔ de, Yehowa a ɔdɔ yɛn no na obedi yɛn so. Da biara yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛfa ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so. Nanso Yesu kaa sɛ saa kwan no yɛ hihiaa na ɛtɔ da a ɛyɛ den sɛ yɛbɛfa so. (Mat. 7:13, 14) Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛman afi saa kwan yi so. (Gal. 6:1) Sɛ yebetumi akɔ so afa ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no so a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sesa sɛnea yesusuw nneɛma ho, yɛn suban ne yɛn nneyɛe. Ɔsomafo Paul hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so ‘mma wonsiesie yɛn yiye.’ Ɛyɛ den sɛ yɛn ankasa bɛhwehwɛ yɛn nsusuwii ne sɛnea yɛte nka no mu yiye. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, yɛn koma no yɛ okontomponi enti ebetumi ayɛ den sɛ yebehu nea ebepiapia yɛn ama yɛayɛ. (Yer. 17:9) Ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛde “nsusuwii hunu” bɛdaadaa yɛn ho. (Yak. 1:22) Enti ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm no hwehwɛ yɛn mu. Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn mu, kyerɛ sɛ ɛma yehu nea ɛwɔ yɛn ‘adwene ne yɛn komam.’—Heb. 4:12, 13. w20.11 18 ¶1-3
Wukuda, August 31
Obiara nni kan mfa nidi mma ne yɔnko.—Rom. 12:10.
Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a ebetumi ama yɛn ani agye. Adɛn ntia? Sɛ yegye tom sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a, yɛrentumi nyɛ na sɛ afoforo boa yɛn a, ɛma yɛn ani gye paa. Ɛho nhwɛso ni. Susuw bere a Yesu saa akwatafo du no yare no ho. Wɔn mu baako pɛ na ɔsan n’akyi bɛdaa Yesu ase sɛ wama wade ne ho afi yare bɔne yi ho. Ná ɔbarima no rentumi nsa ne ho yare da. Ɔbarima a ɔbrɛ ne ho ase no ani sɔɔ mmoa a onyae no, enti ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. (Luka 17:11-19) Nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase no tumi ne afoforo tena asomdwoe mu na wotumi ne afoforo fa adamfo. Adɛn ntia? Efisɛ wogye tom sɛ afoforo nso wɔ suban pa na wonya wɔn mu ahotoso. Sɛ wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hu sɛ afoforo rebɔ mmɔden wɔ dwumadi biara a wɔde ama wɔn mu a, ɛma wɔn ani gye. Afei nso, ɛnyɛ wɔn den koraa sɛ wɔbɛkamfo afoforo na wɔadi wɔn ni. w20.08 12 ¶17-18