September
Yawda, September 1
Ɛno akyi no, mehwie me honhom agu ɔhonam ahorow nyinaa so.—Yoel 2:28.
Bere a Onyankopɔn de ne honhom kaa Petro ma ɔkaa asɛm a ɛwɔ Yoel nkɔmhyɛ no mu no, ɔsesaa mu kakra. (Aso. 2:16, 17) Sɛ́ anka Petro de asɛm “ɛno akyi” befi ase no, ɔkaa sɛ: “Nna a edi akyiri no mu no” Onyankopɔn behwie ne honhom agu “ɔhonam ahorow nyinaa so.” Ná Petro reka Yudafo no nna a edi akyiri ho asɛm. Wei kyerɛ sɛ, mfe pii twaam ansa na Yoel nkɔmhyɛ no rebam. Bere a Onyankopɔn hwiee ne honhom guu ne nkurɔfo so wɔ asomafo no bere so akyi no, wofii ase yɛɛ asɛnka adwuma bi a na ɛbɛtrɛw akɔ wiase baabiara. Bere a ɔsomafo Paul kyerɛw krataa kɔmaa Kolosefo no bɛyɛ afe 61 Y.B. no, otumi kaa sɛ wɔaka asɛmpa no “wɔ abɔde a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu.” (Kol. 1:23) Paul bere so no, sɛ ɔka ‘abɔde nyinaa’ a, na ɛkyerɛ wiase no baabi a na nkurɔfo betumi atu kwan akɔ. Ɛnnɛ nso, Yehowa de ne honhom kronkron aboa ama yɛayɛ asɛnka adwuma no akɔ akyiri “de akɔpem asase ano”!—Aso. 13:47. w20.04 6-7 ¶15-16
Fida, September 2
M’ankasa mɛhwehwɛ me nguan na mayɛn wɔn.—Hes. 34:11.
Yehowa dɔ yɛn mu biara, na oguan biara a watwe ne ho afi ne nguankuw ho no nso ka ho. (Mat. 18:12-14) Onyankopɔn nam odiyifo Hesekiel so hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛhwehwɛ ne nguan a wɔayera no na waboa wɔn ama wɔne ne ntam asan ayɛ kama. Onyankopɔn kyerɛɛ nneɛma pɔtee a ɔbɛyɛ de agye ne nguan. Sɛnea na oguanhwɛfo a ɔwɔ Israel guan yera a ɔyɛ no, saa ara na Onyankopɔn nso bɛyɛ. (Hes. 34:12-16) Nea edi kan, oguanhwɛfo no hwehwɛ ne guan no. Ɛtɔ da a, na ɛnna fam efisɛ na ebetumi akyɛ paa ansa na wahu oguan no. Afei, sɛ oguanhwɛfo no hu ne guan a wayera no a, ɔsan de no bɛka nguankuw no ho. Afei nso, sɛ oguan no apira anaa ɔkɔm de no a, oguanhwɛfo no bɛhwɛ no kama, akyekyere ne kuru, ama no so, na wama no aduan. Asafo mu mpanyimfo na wɔhwɛ “Onyankopɔn nguankuw” no so, enti sɛ nguan no bi twe wɔn ho fi asafo no ho a, ɛsɛ sɛ wɔfa saa kwan yi so boa wɔn. (1 Pet. 5:2, 3) Mpanyimfo no hwehwɛ wɔn, wɔboa wɔn ma wɔsan ba asafo no mu, na wɔboa wɔn ma wɔne Yehowa ntam san yɛ papa. Wɔyɛ saa de kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn. w20.06 20 ¶10
Memeneda, September 3
Nnɔbae no awo sɛ wotwa.—Yoh. 4:35.
Bere a Yesu kaa sɛ mfuw no ahoa sɛ wotwa no, na ɔhwɛ kwan sɛ nnipa dodow no ara bedi n’akyi anaa? Daabi. Ná Bible no aka ato hɔ sɛ nnipa kakraa bi na wobegye Yesu adi. (Yoh. 12:37, 38) Afei nso, na Yesu tumi hu nea ɛwɔ obi komam. (Mat. 9:4) Ne nyinaa akyi no, Yesu de n’adwene sii nnipa kakraa a na ohu sɛ wobegye no adi no so, na ɔyeree ne ho nso kaa asɛm no kyerɛɛ obiara. Yenni tumi a ɛbɛma yɛahu nnipa komam, enti ɛnsɛ sɛ yebu obi anaa asasesin bi mufo atɛn sɛ wɔmfata! Mmom, ɛsɛ sɛ yehu sɛ obiara betumi abɛyɛ Yesu suani. Kae asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no. Ɔkaa sɛ mfuw no ahoa, kyerɛ sɛ, bere aso sɛ wotwa. Nkurɔfo betumi asesa abɛyɛ Kristo asuafo. Nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu a wobetumi abɛyɛ asuafo no, Yehowa bu wɔn sɛ “nnepa” anaa obu wɔn sɛ wɔsom bo. (Hag. 2:7) Sɛ yehu nkurɔfo sɛnea Yehowa ne Yesu hu wɔn no a, yɛbɛbɔ mmɔden ahu nea wɔn ani gye ho ne nea ɛrekɔ so wɔ wɔn asetenam. Yɛrenhu wɔn sɛ wɔyɛ ahɔho, mmom yebehu wɔn sɛ nkurɔfo a wobetumi abɛyɛ yɛn nuanom. w20.04 13 ¶18-19
Kwasida, September 4
Mefrɛ mo nnamfo, efisɛ nea mate afi m’Agya hɔ nyinaa, mama moahu.—Yoh. 15:15.
Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ mu fann sɛ, sɛ yebetumi asɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yesu, na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn dɔ no ano brɛ ase. Ade baako a yebetumi ayɛ na ama yɛafa Yesu adamfo ne sɛ yebehu no. Sɛ yɛkenkan Mateo, Marko, Luka, ne Yohane nhoma a ɛwɔ Bible mu no a, yebetumi ahu Yesu. Sɛ yɛkenkan Bible mu nhoma ahorow a ɛka Yesu asetena ho asɛm na yedwinnwen ho a, ɛbɛma yɛahu sɛnea Yesu daa ayamye adi kyerɛɛ nkurɔfo. Wei bɛma yɛadɔ Yesu na yɛanya obu ama no. Ɛho nhwɛso bi ni. Yesu ne n’asuafo no anni sɛ nkoa, ɛmfa ho sɛ na ɔno na ɔyɛ wɔn Wura no. Mmom, ɔma wohuu nea ɛwɔ n’adwene ne ne koma mu. Yesu ne wɔn dii awerɛhow na ɔne wɔn sui nso. (Yoh. 11:32-36) Yesu atamfo mpo hui sɛ, wɔn a wotiee asɛm a na Yesu reka no, Yesu ne wɔn faa adamfo. (Mat. 11:19) Sɛ yesuasua sɛnea Yesu ne n’asuafo no dii a, ɛbɛma yɛne afoforo ntam ayɛ kama, ɛbɛma yɛn ani agye paa, na ɛbɛma yɛanya ɔdɔ ne obu kɛse ama Kristo. w20.04 22 ¶9-10
Dwoda, September 5
Anaafo fam hene no nso bɛboaboa ne ho ne no akɔko, na ɔde asraafo akokodurufo dɔm kɛse paa na ɛbɛkɔ.—Dan. 11:25.
Eduu afe 1870 no, na Britain di aman pii so sen ɔman foforo biara, na na wɔwɔ asraafo a wɔyɛ den sen asraafo biara wɔ asase so. Daniel nkɔmhyɛ no ka abɛn ketewa bi a ebubuu mmɛn mmiɛnsa bi ho asɛm. Abɛn ketewa no gyina hɔ ma Britain, ɛnna mmɛn mmiɛnsa no gyina hɔ ma France, Spain, ne Netherlands. (Dan. 7:7, 8) Enti bere a Wiase Ko I no rekɔ so nyinaa no, na Britain na ɔyɛ anafo fam hene. Saa bere no ara mu no, na United States of America na ɛyɛ ɔman a ɛwɔ sika paa, na na wafi ase de ne ho rebɔ Britain. Wiase Ko I no mu no, United States ne Britain asraafo ka boom kɔɔ ɔko no, na ɛma wɔbɛyɛɛ den paa. Saa bere no, Britain ne United States bɛyɛɛ ayɔnkofo, na wiase nyinaa wɔn na na wɔyɛ aman a wɔyɛ den paa. Sɛnea Daniel hyɛɛ nkɔm no, na saa ɔhene yi anya “asraafodɔm kɛse a wɔyɛ den boro so.” Nna a edi akyiri yi mu nyinaa no, Britain ne United States na wɔyɛ anafo fam hene no. w20.05 4 ¶7-8
Benada, September 6
Baabi a nsubɔnten no fi ba no, ɛhɔ ara na ɛsan kɔ.—Ɔsɛnk. 1:7.
Nea enti a nsu wɔ asase so ne sɛ, ɔkwan a ɛda asase ne owia ntam no yɛ nea ɛfata paa. Sɛ asase no bɛn owia no kakraa bi a, anka nsu a ɛwɔ so nyinaa behuru ma ayow, na asase so bɛyɛ hyew ara ma abɔde biara rentumi ntena so. Sɛ asase no kɔɔ akyiri kakra fii owia no ho a, anka nsu a ɛwɔ so nyinaa bɛkyen, na sukyerɛmma ne nsukyenee bɛkata asase no so. Esiane sɛ Yehowa de asase no sɛn baabi a ɛfata paa nti, abɔde a ɛwɔ asase so nya nsu bere nyinaa. Ɛpo ne nsu a ɛwɔ asase so nyinaa no, owia bɔ so ma ɛyɛ hyehyeehyew, na ɛma nsu no bi dan ntutuw. Ntutuw yi kɔ wim ma ɛdan omununkum. Afe biara, nsu a owia no ma ɛdan ntutuw no, ɛdɔɔso sen nsu a ɛwɔ atare a ɛwɔ asase so nyinaa mu. Ntutuw yi kɔ wim a, edi bɛyɛ nnafua du ansa na atɔ osu anaa sukyerɛmma agu asase so. Nsu yi san kogu po ne nsu a ɛwɔ asase so nyinaa mu; saa na nsu yi di akɔneaba. Yehowa ahyɛ da ayɛ saa nhyehyɛe yi sɛnea ɛbɛyɛ a nsu rensa da wɔ asase so. Wei ma yehu sɛ Yehowa wɔ nyansa ne tumi.—Hiob 36:27, 28. w20.05 22 ¶6
Wukuda, September 7
Sɛ honhom kronkron no ba mo so a, mubenya tumi.—Aso. 1:8.
Yesu kaa sɛ yɛnkɔ so mmɔ mpae nsrɛ honhom kronkron. (Luka 11:9, 13) Yehowa nam ne honhom no so ma yɛn ahoɔden, na ɔma yenya “tumi a ɛboro onipa de so.” (2 Kor. 4:7) Ɛmfa ho ɔhaw biara a yɛrehyia no, Onyankopɔn betumi de ne honhom no aboa yɛn. Afei nso, honhom kronkron betumi aboa yɛn ama yɛayɛ adwuma biara wɔ Onyankopɔn som mu. Nimdeɛ ne ɔdom akyɛde a yɛwɔ no, Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn ma yɛde ayɛ adwuma ama yɛatu mpɔn. Biribiara a yetumi yɛ wɔ Onyankopɔn som mu no, yenim paa sɛ, sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn honhom a anka yɛrentumi nyɛ. Ade foforo a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Onyankopɔn honhom kronkron ne sɛ yɛbɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yenhu nsusuwii bɔne anaa akɔnnɔ bɔne biara a ɛwɔ yɛn koma mu. (Dw. 139:23, 24) Sɛ yɛsrɛ Yehowa a, ɔno nso de ne honhom no bɛboa yɛn ama yɛahu nsusuwii bɔne anaa akɔnnɔ bɔne biara a ɛwɔ yɛn komam. Afei, sɛ yehu sɛ nsusuwii bɔne anaa akɔnnɔ bɔne bi wɔ yɛn komam a, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn ma ɔde ne honhom no boa yɛn ma yenya ahoɔden de ko tia nsusuwii bɔne anaa akɔnnɔ bɔne no. Wei bɛma Yehowa ahu sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yɛrenyɛ biribiara a ɛbɛma ɔde ne honhom kronkron no akame yɛn.—Efe. 4:30. w20.05 28-29 ¶10-12
Yawda, September 8
Mama wɔahu wo din.—Yoh. 17:26.
Atosɛm a wɔaka de asɛe Yehowa din no, sɛ yɛma nkurɔfo hu mu nokware a, na yɛresuasua Yesu Kristo. Yesu maa nkurɔfo huu n’Agya din; ɔbɔ ma nkurɔfo tee. Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom ɔsan kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo ma wohuu sɛnea Yehowa te. Ɛho nhwɛso ni. Ná Farisifo no ama nkurɔfo anya adwene sɛ Yehowa tirim yɛ den, ɔyɛ katee, ɔmpɛ nnipa, na onni ahummɔbɔ. Nanso Yesu de, ɔmaa nkurɔfo hui sɛ ɛnyɛ saa na Yehowa te. Yesu boaa nkurɔfo ma wohui sɛ n’Agya te nnipa ase, ɔwɔ abotare, ɔdɔ yɛn, na ɔde bɔne kyɛ. Afei nso, Yesu suasuaa n’Agya suban pɛpɛɛpɛ wɔ n’asetenam, na ɛno maa nkurɔfo huu sɛnea Yehowa te. (Yoh. 14:9) Sɛnea Yesu yɛe no, yebetumi aka nea yenim fa Yehowa ho akyerɛ nkurɔfo na yɛama wɔahu sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔdɔ nnipa, na ne yam ye. Yɛyɛ saa a, yɛma nkurɔfo hu sɛ atosɛm a wɔaka de asɛe Yehowa din no nyɛ nokware. Afei nso, yɛma Yehowa din ho tew, na ɛma nkurɔfo hu sɛ ne din no yɛ kronkron. Sɛ nsɛm a yɛka ne nea yɛyɛ ma nkurɔfo hu sɛnea Yehowa te ankasa a, ɛboa ma ne din ho tew. Ade foforo a yɛyɛ de boa ma Yehowa din ho tew ne sɛ, yɛboa nkurɔfo ma wohu nokware a ɛfa Onyankopɔn ho. w20.06 6 ¶17-18
Fida, September 9
Mommma yɛn mu biara mmma ne ho so, mommma yɛne yɛn ho nnsi akan, na mommma yɛn ani mmmere yɛn yɔnko.—Gal. 5:26.
Sohyial media tumi boa yɛn ma yɛne yɛn mmusua ne yɛn nnamfo di nkitaho. Nanso sɛ woahyɛ no nsow a, nneɛma a nkurɔfo de gu sohyial media so no, ɛma obiara adwene ba wɔn so. Asɛm a wɔrepɛ aka ara ne sɛ, “Obiara nhwɛ me.” Sɛ obi de ne mfoni anaa afoforo mfoni gu sohyial media so, na ɔrekyerɛw ho asɛm a, ɛyɛ a nsɛm no bi yɛ asefem. Kristoni biara nni hɔ a ɔbɛyɛ saa, efisɛ wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmrɛ yɛn ho ase na yennya tema mma afoforo. (1 Pet. 3:8) Sɛ wokɔ sohyial media so a, bisa wo ho sɛ: ‘Nsɛm a mekyerɛw wɔ sohyial media so, ne mfoni ne video a me de gu so no, ebetumi ama nkurɔfo anya adwene sɛ merehoahoa me ho anaa? Nea mereyɛ no betumi ama nkurɔfo ani abere me anaa?’ Kristofo de, wohu sɛ ɛho nhia sɛ wɔbɛma wɔn ho so. Wɔde Bible afotu a ɛwɔ kyerɛwsɛm a yɛresusuw ho nnɛ no mu yɛ adwuma. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛremma yɛn ho so na yɛrenhoahoa yɛn ho te sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no mu no.—1 Yoh. 2:16. w20.07 6 ¶14-15
Memeneda, September 10
Bere bi a atwam no mekekaa abususɛm, metan nkurɔfo ani, na meyɛɛ aniammɔnho. Nanso wohuu me mmɔbɔ, efisɛ na minnim nea mereyɛ.—1 Tim. 1:13.
Paul mmeranteberem, ansa na ɔrebɛyɛ Kristo suani no, na ɔyɛ aniammɔho, na na ɔtan Yesu akyidifo no ani. (Aso. 7:58) Nanso, Yesu ankasa siw Paul kwan sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrennya kwan ntan Kristofo no ani bio. Saa bere no, na wɔfrɛ no Saul. Yesu fi soro ne Paul kasae na ɔmaa n’ani furae prɛko pɛ. Sɛ na Paul pɛ oo, sɛ na ɔmpɛ oo, Kristofo a na ɔretan wɔn ani no, wɔn ara na na ɛsɛ sɛ ɔma kwan ma wɔboa no na watumi ahu ade bio. Paul brɛɛ ne ho ase maa osuani bi a wɔfrɛ no Anania boaa no ma ohuu ade bio. (Aso. 9:3-9, 17, 18) Akyiri yi, bere a Paul bɛyɛɛ Kristoni no, ogyee din wɔ asafo no mu. Nanso, nea Yesu kyerɛɛ no bere a na ɔnam kwan so rekɔ Damasko no, ne werɛ amfi da. Paul kɔɔ so ara brɛɛ ne ho ase, na ɔmaa kwan maa anuanom mmarima ne mmea nyinaa boaa no. Ogye toom sɛ na wɔyɛ ‘aboafo a wɔhyɛ no den.’—Kol. 4:10, 11. w20.07 18-19 ¶16-17
Kwasida, September 11
Mo Agya no apene so sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.—Luka 12:32.
Ɛmfa ho sɛ Yehowa yɛ ade nyinaa so tumfoɔ no, ɔde adwuma hyɛ afoforo nsa. Ɛho nhwɛso bi ni. Ɔde Yesu asi n’Ahenni no so Hene na nnipa 144,000 a wɔbɛka Yesu ho adi ade no nso, ɔbɛma wɔn tumi. Nanso, ansa na Yesu rebɛyɛ Ɔhene ne Ɔsɔfo Panyin no, Yehowa dii kan tetee no. (Heb. 5:8, 9) Afei nso, ɔtete wɔn a wɔne Yesu bedi ade no nanso adwuma a ɔde ama wɔn no, ɔno ankasa nsan nnye adwuma no nyɛ. Mmom ogye wɔn di sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde. (Adi. 5:10) Sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro a onhia obiara mmoa no mpo de adwuma hyɛ afoforo nsa a, hwɛ sɛnea ɛho hia paa sɛ yɛn nso yɛyɛ saa. Yemmisa sɛ, woyɛ abusua ti anaa asafo mu panyin? Ɛnde fa adwuma hyɛ afoforo nsa fa suasua Yehowa. Na sɛ wode adwuma hyɛ obi nsa nso a, nsan nkogye adwuma no nyɛ. Wusuasua Yehowa na wode adwuma hyɛ afoforo nsa a, ebetumi ama woanya kwan de atete wɔn, ɛbɛboa wɔn ama wɔanya akokoduru na adwuma no nso, wubetumi awie.—Yes. 41:10. w20.08 9 ¶5-6
Dwoda, September 12
Onipa Ba no bae sɛ ɔrebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera, na wagye wɔn.—Luka 19:10.
Sɛn na Yehowa pɛ sɛ yebu ne nguan a wɔayera no? Yesu atwa ɛsa ato hɔ ama yɛn. Ná Yesu nim sɛ Yehowa nguan nyinaa som bo ma no, enti ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛboa “Israel fie nguan a wɔayera no” ama wɔasan aba Yehowa nkyɛn. (Mat. 15:24) Afei nso, Yesu ne oguanhwɛfo pa no, enti ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa sɛ ɔremma Yehowa nguan no mu biara nyera. (Yoh. 6:39) Ɔsomafo Paul hyɛɛ asafo mu mpanyimfo a na wɔwɔ Efeso no nkuran sɛ wonsuasua Yesu. Ɔkaa sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ moboa wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, na ɛsɛ sɛ mokae asɛm a Awurade Yesu ankasa kae no sɛ, “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”’ (Aso. 20:17, 35) Wei ma yehu sɛ, ɛnnɛ asafo mu mpanyimfo wɔ asɛyɛde soronko sɛ wɔhwɛ Yehowa nkurɔfo. Salvador yɛ asafo mu panyin wɔ Spain. Ɔka sɛ, “Mihu sɛ Yehowa dwen ne nguan a wɔayera no ho paa, na wei ka me koma sɛ menyɛ nea metumi biara mfa mmoa wɔn. Migye di sɛ Yehowa pɛ sɛ mehwɛ ne nguan no.” w20.06 23 ¶15-16
Benada, September 13
Kan nneɛma no atwam.—Adi. 21:4.
Yehowa abotare nti, ɔrenhwɛ kwan sɛ nnipa bɛyɛ pɛ ansa na mfirihyia apem no aba n’awiei. Enkosi saa bere no, Yehowa bɛkɔ so de yɛn bɔne akyɛ yɛn. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si suban pa a afoforo wɔ so na yenya wɔn ho abotare. Bere a wɔbɔɔ asase no, Yesu ne abɔfo no ani gyei. Nanso, nnipa a wɔyɛ pɛ a woyi wɔn yam som Yehowa hyɛ asase so ma a, Yesu ne abɔfo no ani begye paa. Sɛ wɔn a wɔbɛka Kristo ho adi ade wɔ soro no hu sɛnea nnipa renya wɔn adwuma no so mfaso a, wɔn ani begye paa. (Adi. 4:4, 9-11; 5:9, 10) Afei nso, sɛ yɛn su dan serew na yare, awerɛhow, ne owu nni hɔ a, yɛn ani begye paa. Enkosi saa bere no, fa yɛ wo botae sɛ wubesuasua w’Agya a ɔwɔ ɔdɔ, nyansa, ne abotare no. Sɛ woyɛ saa a, wobɛkɔ so anya anigye ɛmfa ho sɔhwɛ biara a wubehyia. (Yak. 1:2-4) Yɛda Yehowa ase paa sɛ wahyɛ yɛn bɔ sɛ ‘bere bi bɛba a awufo bɛsɔre’!—Aso. 24:15. w20.08 19 ¶18-19
Wukuda, September 14
Wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa yi wɔ asaase so nyinaa.—Mat. 24:14.
Bible yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Esiane sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no dɔ yɛn paa nti na ɔde ne honhom kaa mmarima bi ma wɔkyerɛw Bible no. Yehowa nam Bible so ma yenya nsɛmmisa a ɛho hia paa ho mmuae. Nsɛmmisa no bi ne sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na yɛbaa wiase? Dɛn nti na yɛte ase? Dɛn na ebesi daakye? Yehowa pɛ sɛ ne mma nyinaa nya saa nsɛmmisa yi ho mmuae, enti mfe pii a abɛsen kɔ no, waka nkurɔfo koma ama wɔakyerɛ Bible ase kɔ kasa pii mu. Ɛnnɛ wɔakyerɛ Bible no nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ kasa bɛboro 3,000 mu! Bible yɛ nhoma a wɔakyerɛ ase kɔ kasa pii mu sen nhoma biara, na wɔakyekyɛ ama nkurɔfo sen nhoma biara. Nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Bible ne sɛ yɛbɛkenkan no da biara da, yebedwinnwen emu nsɛm no ho, na yɛayɛ nea yebetumi biara sɛ yɛde nea yesua no bɛyɛ adwuma. Afei nso, sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara ka Bible mu asɛm kyerɛ nnipa pii a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn.—Dw. 1:1-3; Mat. 28:19, 20. w20.05 24-25 ¶15-16
Yawda, September 15
Yehowa asɛm nti, daa nkurɔfo yeyaw me na wɔserew me.—Yer. 20:8.
Ná nnipa a ɛwɔ baabi a odiyifo Yeremia ka asɛm no ntie. Bere bi, n’abam bui ara ma na ɔpɛ sɛ ogyae asɛm no ka. Nanso wannyae. Adɛn ntia? Ná “Yehowa asɛm” no ayɛ sɛ gya wɔ Yeremia mu, na na ontumi nkura mu bio! (Yer. 20:9) Yɛn nso, sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm no hyɛ yɛn adwene ne yɛn koma ma a, ɛbɛyɛ sɛ gya wɔ yɛn mu. Ɛno nso yɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛma yesua Onyankopɔn Asɛm no da biara na yedwinnwen ho. Ɛba saa a, yɛn anigye bɛkɔ so ayɛ kɛse na ebia nnipa pii betie yɛn. (Yer. 15:16) Enti ɛmfa ho nea ɛbɛma w’abam abu biara no, bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo. Ɔbɛboa wo ama woadi sintɔ anaa mmerɛwyɛ biara a wowɔ no so. Sɛ woyare a, ɔbɛboa wo. Ɔbɛboa wo ama woanya ɔsom hokwan biara ho adwene a ɛfata. Ɔbɛboa wo ama woanya asɛnka adwuma no ho adwempa. Afei nso fi wo komam bɔ w’Agya a ɔwɔ soro no mpae. W’abam bu a, Yehowa mmoa so nti wubetumi agyina ano. w20.12 27 ¶20-21
Fida, September 16
Wo ne mmea mpanyimfo nkasa sɛ maamenom, wo ne mmabaa nkasa sɛ nua mmea wɔ ahotew nyinaa mu.—1 Tim. 5:1, 2.
Anuanom mmea bi wɔ hɔ a, sɛ wɔkɔ asafo nhyiam a na wonya kwan ne wɔn nuanom bɔ paa. Enti yɛpɛ sɛ yɛde saa bere no gye wɔn fɛw so ne wɔn bɔ nkɔmmɔ, na yɛma wohu sɛ yedwen wɔn ho. Sɛnea Yesu yɛe no, yɛn nso yebetumi apɛ bere ne anuanom mmea abɔ. (Luka 10:38-42) Yebetumi ato nsa afrɛ wɔn aba yɛn fie na yɛne wɔn adidi anaa yɛne wɔn agye yɛn ani. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ nkɔmmɔ a yɛbɛbɔ no bɛhyɛ wɔn nkuran. (Rom. 1:11, 12) Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo suasua Yesu. Ná Yesu nim sɛ ebinom wɔ hɔ a, sɛ wodi sigya a ɛbɛyɛ den ama wɔn. Nanso ɔma yehui sɛ ɛnyɛ aware anaa awo na ɛbɛma obi ani agye ankasa. (Luka 11:27, 28) Mmom, sɛ obi de Yehowa som di kan a na ɛbɛma n’ani agye ankasa. (Mat. 19:12) Asafo mu mpanyimfo paa na ɛsɛ sɛ wobu Kristofo mmea sɛ wɔn nua mmea ne wɔn maamenom. Asafo mu mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ, ansa na asafo nhyiam befi ase anaa bere a wɔapɔn no, wɔne anuanom mmea bɛbɔ nkɔmmɔ. w20.09 21-22 ¶7-9
Memeneda, September 17
Okuafo kɔ so ara twɛn . . . aba a ɛsom bo no . . . Mo nso munnya abotare.—Yak. 5:7, 8.
Israelfo bere so no, osutɔbere a edi kan no fi ase a, ɛnna na okuafo gu n’aba, na ɔtwɛn ara kosi sɛ nsu a etwa to no bɛtɔ na watwa ne nnɔbae. (Mar. 4:28) Yɛn nso, sɛ yesua sɛnea akuafo nya abotare no a, ɛbɛboa yɛn paa. Nanso, ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ yebenya nneɛma ho abotare. Yɛyɛ nnipa a yɛtɔ sin nti yɛpɛ yɛn biribiara ntɛmntɛm. Nanso sɛ yɛpɛ sɛ yɛn afuw sow aba a, ɛnsɛ sɛ yeyi yɛn nsa fi ho. Ɛsɛ sɛ yefuntum asase no, gu aba no, dodɔ ho na afei yegu so nsu. Saa ara na asɛnka adwuma no nso te, egye adwumaden paa. Yɛrentumi mfiti prɛko pɛ mmoa yɛn Bible asuafo mma wonyi ɔtan hunu mfi wɔn mu na wonnya afoforo ho adwempa, ebegye bere. Sɛ nkurɔfo antie asɛmpa no mpo a, esiane sɛ yɛwɔ abotare nti, yɛn abam remmu. Sɛ nkurɔfo tie nso a, yɛda so ara hia abotare. Yɛrentumi nhyɛ yɛn Bible suani sɛ onnya gyidi. Yesu asuafo no mpo sɛ ɔkyerɛkyerɛ wɔn a na ɛnyɛ bere nyinaa na wɔte ase ntɛm. (Yoh. 14:9) Momma yɛnkae sɛ, yebetumi agu aba agugu so nsu nanso Onyankopɔn na ɔma enyin.—1 Kor. 3:6. w20.09 10-11 ¶10-11
Kwasida, September 18
Mede me koma nyinaa beyi Yehowa ayɛ wɔ teefo nhyiam ase ne asafo no mu.—Dw. 111:1.
Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛn Bible asuafo nya nkɔso na wɔbɔ asu. Ade baako a ɛho hia a yebetumi ayɛ de aboa wɔn ne sɛ yɛbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔakɔ asafo nhyiam. Mpɛn pii no, Bible asuafo a wofi ase kɔ asafo nhyiam ntɛm no nya nkɔso ntɛmntɛm. Adawurubɔfo binom ma wɔn Bible asuafo hu sɛ, sɛ wɔba asafo nhyiam a, wobesua nneɛma pii a wɔrensua bere a wɔreyɛ Bible adesua. Wo ne wo Bible suani no nkenkan Hebrifo 10:24, 25 na kyerɛkyerɛ mu ma onhu nea enti a ɔba asafo nhyiam a ɛbɛboa no. Sɛ woasua biribi wɔ asafo nhyiam ase nnansa yi ama w’ani agye ho a, ka ho asɛm kyerɛ no. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛka no asen sɛ wobɛka akyerɛ no sɛ ɔmmra asafo nhyiam ara kɛkɛ. Ɛda a edi kan a wo suani no bɛba asafo nhyiam ase no, nea obehu anaa nea ɔbɛte wɔ hɔ no bɛkyɛn nea wahu anaa wate wɔ asɔre biara a wakɔ pɛn. (1 Kor. 14:24, 25) Obehyia anuanom a wɔyɛ nhwɛso pa a obetumi asuasua wɔn na wɔaboa no ama wanya nkɔso abɔ asu. w20.10 10-11 ¶14-15
Dwoda, September 19
Ɔkyerɛkyerɛfo bɛn na ɔte sɛ [Onyankopɔn]?—Hiob 36:22.
Onyankopɔn honhom bɛboa wo ama wode nea wokenkan ne nea wusua wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no abɔ wo bra. Bɔ mpae sɛ odwontofo no a ɔkaa sɛ: “O Yehowa, kyerɛkyerɛ me wo kwan. Mɛnantew wo nokware mu. Ma me koma koro ma ensuro wo din.” (Dw. 86:11) Enti kɔ so kenkan na sua Bible ne nhoma ahorow a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de ma yɛn no. Ɛwom, ɛnyɛ wo botae ne sɛ wubenya nimdeɛ kɛkɛ. Wopɛ sɛ wote nokware no ase na wode bɔ wo bra. Yehowa honhom betumi aboa wo ama woayɛ saa. Afei nso wopɛ sɛ wohyɛ wo nuanom Kristofo nkuran. (Heb. 10:24, 25) Adɛn ntia? Efisɛ wo ne wɔn bɔ abusua. Bɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa ne honhom mmoa wo na ama woafi wo komam ama mmuae wɔ Kristofo nhyiam ase, na wɔma wo dwumadi nso a, woayere wo ho ayɛ no yiye. Woyɛ saa nneɛma yi a, woma Yehowa ne ne Ba no hu sɛ wodɔ wɔn “nguan” a wɔsom bo no. (Yoh. 21:15-17) Ɛrenkyɛ ahyehyɛde baako pɛ na ɛbɛka wɔ asase so. Ɛno ne nea Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan no. w20.10 24-25 ¶15-17
Benada, September 20
Asuafo no nyinaa gyaw no hɔ guanee.—Mar. 14:50.
Bere a Yesu asomafo no abam bui bere tiaa bi no, dɛn na Yesu yɛe? Bere a wonyan Yesu akyi bere tiaa bi no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no bi sɛ: “Munnsuro! Monkɔ nkɔbɔ me nuanom amanneɛ sɛ [wɔanyan me].” (Mat. 28:10a) Yesu ampa abaw wɔ n’asomafo no ho. Ɛwom sɛ woguan gyaw no de, nanso ɔkɔɔ so ara frɛɛ wɔn sɛ “me nuanom.” Yesu suasuaa Yehowa mmɔborɔhunu ne sɛnea ɔde bɔne kyɛ no. (2 Ahe. 13:23) Yɛn nso wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no, yedwen wɔn ho paa. Wɔyɛ yɛn nuanom na yɛdɔ wɔn! Yɛda so ara kae adwumaden a yɛn nuanom Kristofo yi yɛe bere bi a atwam no. Ebia ebinom mpo de mfe pii yɛɛ ɔsom adwuma no. (Heb. 6:10) Yɛn ani agyina wɔn paa! (Luka 15:4-7) Enti hyɛ wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no nkuran ma womfi ase mmra asafo nhyiam. Sɛ obi a wagyae asɛnka kɔ ba Ahenni Asa so a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ ne nkyɛn kokyia no ma no akwaaba. w20.11 6 ¶14-17
Wukuda, September 21
Monnyɛ ade nntra nea wɔakyerɛw no.—1 Kor. 4:6.
Bere bi Yesu asuafo mmienu, Yakobo ne Yohane ne wɔn maame bisaa Yesu sɛ ɔnyɛ biribi mma wɔn. Nanso na Yesu nni hokwan sɛ ɔyɛ. Enti dɛn na ɔyɛe? Wɔn ano sii ara na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, n’Agya a ɔwɔ soro no nko ara na obetumi akyerɛ nea ɔbɛtena Yesu nsa nifa ne ne nsa benkum so wɔ Ahenni no mu. (Mat. 20:20-23) Yesu ma ɛdaa adi sɛ ɛnyɛ biribiara na ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ. Ná ɔbrɛ ne ho ase. Ɔnyɛɛ biribi a Yehowa nka nkyerɛɛ no sɛ mma ɔnyɛ da. (Yoh. 12:49) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu nhwɛso pa yi? Sɛ yɛde afotu a ɛwɔ kyerɛwsɛm a yɛresusuw ho no mu no yɛ adwuma a na yɛresuasua sɛnea Yesu brɛ ne ho ase no. Enti sɛ obi repɛ afotu a, ɛnyɛ nea yɛn adwene kyerɛ yɛn na yɛbɛka akyerɛ no. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka biribi kyerɛ no. Mmom afotu a ɛwɔ Bible no ne asafo nhoma ahorow mu na ɛsɛ sɛ yɛtwe n’adwene kɔ so. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yegye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na yenim. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase saa a, yɛhyɛ Yehowa anuonyam efisɛ ɔno na ɔde ‘ahyɛde a ɛteɛ’ no ama yɛn.—Adi. 15:3, 4. w20.08 11-12 ¶14-15
Yawda, September 22
Nyɛ wo ho ɔtreneeni dodo, na nyɛ wo ho onyansafo nso ntra so. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wosɛe wo ho?—Ɔsɛnk. 7:16.
Sɛ wuhu sɛ ɛsɛ sɛ wutu w’adamfo bi fo a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho? Ansa na wubetu w’adamfo bi fo no, Bisa wo ho sɛ, ‘Meyɛ me ho “ɔtreneeni dodo” anaa?’ Sɛ obi a ɔyɛ ne ho ɔtreneeni dodo resusuw nea obi ayɛ ho a, ɔmfa Onyankopɔn mmara nyɛ na mmom ɔde ɔno ara adwene na ɛyɛ. Afei nso ɛyɛ a mpɛn pii no onhu afoforo mmɔbɔ. Sɛ wususuw weinom nyinaa ho wie na wuhu sɛ ɛho hia sɛ wo ne w’adamfo no kasa a, ɛnde ka ɔhaw no ho asɛm kyerɛ no, na bisabisa no nsɛm a ɛbɛboa no ama wahu mfomso a odii no. Afei bɔ mmɔden sɛ wode wo nsɛm no begyina Kyerɛwnsɛm no so, na kae sɛ ɛyɛ Yehowa na w’adamfo no bebu akontaa akyerɛ no na ɛnyɛ wo. (Rom. 14:10) Ɛyɛ a fa Onyankopɔn Asɛm no tu afoforo fo, na da tema adi sɛnea Yesu yɛe no. (Mmeb. 3:5; Mat. 12:20) Adɛn ntia? Efisɛ sɛnea yɛne afoforo di no saa ara na Yehowa nso ne yɛn bedi.—Yak. 2:13. w20.11 21 ¶13
Fida, September 23
Nea mo ani hu na mugyina so bu atɛn; munnyae saa.—Yoh. 7:24.
Sɛ nkurɔfo hwɛ wo honam, w’anim, wo tenten anaa wo kɛse so bu wo atɛn a, ɛbɛyɛ wo dɛ? Minnye nni sɛ ɛbɛyɛ wo dɛ. Ade baako a ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam ne sɛ, Yehowa nnyina nea nnipa hu so mmu yɛn atɛn! Ɛho nhwɛso ne sɛ, nea Yehowa hui wɔ Yese mma no ho no, Samuel anhu no saa. Ná Yehowa aka akyerɛ Samuel sɛ Yese mma mmarima no baako bɛyɛ Israel hene daakye. Nanso, wɔn mu hena na na obeyi no sɛ ɔhene? Bere a Samuel huu Eliab a ɔyɛ Yese babarima panyin no, ɔkaa sɛ: “Ampa, nea Yehowa asra no no na ɔwɔ n’anim yi.” Wohwɛ Eliab a, na ɔfata sɛ odi hene. “Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: ‘Nhwɛ sɛnea ɔte ne ne tenten ne ne kɛse, na mempɛ no.’” Dɛn na yesua fi mu? Yehowa kaa sɛ: “Onipa desani hwɛ nea etua aniwa, na Yehowa de, ɔhwɛ komam.” (1 Sam. 16:1, 6, 7) Momma yensuasua Yehowa bere a yɛne yɛn nuanom redi no. w20.04 14 ¶1; 15 ¶3
Memeneda, September 24
Momma mo ani so nhwɛ mfuw no, na mubehu sɛ nnɔbae no awo sɛ wotwa.—Yoh. 4:35.
Na Yesu retwa kwan akɔ Galilea, na ɔkɔfaa atoko afuw bi a ɛbɛyɛ sɛ ennyinii mu. (Yoh. 4:3-6) Saa bere no, na aka bɛyɛ abosome nnan ama bere aso sɛ wotwa atoko. Yesu kaa asɛm bi a ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ n’asuafo no nwonwa. Ɔkaa sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ mfuw no sɛ ahoa sɛ wotwa.” (Yoh. 4:35, 36) Dɛn na na Yesu repɛ akyerɛ? Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu reka nnipa a wɔbɛboaboa wɔn ano ho asɛm na ɛnyɛ atoko. Momma yɛnhwɛ nea esii ansa na Yesu reka saa asɛm no. Ɛwom sɛ na Yudafo ne Samariafo nka de, nanso Yesu kaa asɛmpa no kyerɛɛ Samariani bea bi, na ɔbea no tiei! Nea ɛwom ne sɛ, bere a na Yesu reka sɛ ‘mfuw no ahoa sɛ wotwa’ no, na Samariafo bi a ɔbea no aka Yesu ho asɛm akyerɛ wɔn nam kwan so reba Yesu nkyɛn abesua pii aka ho. (Yoh. 4:9, 39-42) Nhomanimfo bi kaa kyerɛwsɛm yi ho asɛm sɛ: “Sɛnea nkurɔfo no tutuu mmirika kɔɔ Yesu nkyɛn kotiee no no . . . kyerɛ sɛ na wɔte sɛ atoko a bere aso sɛ wotwa.” w20.04 8 ¶1-2
Kwasida, September 25
Momma obiara nnwen ne yɔnko ho, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bɛkanyan ne yɔnko ama wada ɔdɔ adi na wayɛ nnwuma pa.—Heb. 10:24.
Yɛn nhyiam ahorow no boa yɛn ma yɛn ho kokwaw wɔ asɛnka mu, enti yɛbɛka a, ɛtete yɛn ma ɔko. Ɛboa yɛn ma yehu sɛnea yɛde Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no bɛyɛ adwuma yiye. Enti sɛ worekɔ asafo nhyiam a, di kan sua ade no yiye. Sɛ nhyiam no nso rekɔ so a, wɛn w’aso tie no yiye. Ntetee a wubenya wɔ nhyiam no ase no, wokɔ fie a, fa yɛ adwuma. Woyɛ saa a, wobɛyɛ “Kristo Yesu sraani pa.” (2 Tim. 2:3) Abɔfo ahoɔdenfo mpempem bebree nso taa yɛn akyi. Ɔbɔfo baako pɛ mpo, sɛ ɔkeka ne ho a, ɛnyɛ agorɔ! (Yes. 37:36) Enti sɛ abɔfodɔm kɛse ka wɔn ho bom a, dɛn na ebesi? Onipa anaa honhommɔne biara nni hɔ a obetumi Yehowa asraafodɔm a wɔn ho yɛ den no. Ebinom ka sɛ, Ɔdansefo nokwafo baako a Yehowa ka ne ho no, ɔkyɛn dɔm. (Atem. 6:16) Saa asɛm no yɛ nokware turodoo! Bere biara a obi a wo ne no wɔ adwumam anaa sukuu mu, anaa wo busuani a ɔnyɛ gyidini bɛka asɛm bi anaasɛ ɔbɛyɛ biribi ama wo koma atu no, kae saa asɛm no. Mma wo werɛ mmfi sɛ wowɔ akyitaafo wɔ ɔko no mu. Yehowa na odi w’anim wɔ ɔko no mu, enti nea ɔbɛka na wutie. w21.03 29 ¶13-14
Dwoda, September 26
Sɛ wɔrennyan awufo a, ɛnde “momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.”—1 Kor. 15:32.
Ɔbra a na Israelfo no wom a wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 22:13 no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno na na Paul refa emu asɛm aka. Sɛ́ anka wɔbɛbɛn Onyankopɔn no, wɔmaa anigyede mmom gyee wɔn adwene. Ná saa Israelfo no adwene nyinaa ne sɛ, gye w’ani, efisɛ wubetumi awu bere biara. Saa adwene yi ara na ɛnnɛ nnipa pii kura. Yenim sɛ Yehowa benyan awufo, enti ɛsɛ sɛ ɛno kyerɛ yɛn nnipa a yɛbɛfa wɔn nnamfo. Ná ɛsɛ sɛ anuanom a wɔwɔ Korinto no yɛ ahwɛyiye na wɔne nnipa a wonnye owusɔre no nni no amfa nnamfo. Yɛn nso yebetumi asua biribi afi mu nnɛ. Wɔn a anigyede adi wɔn ti na wonni daakye ho anidaso biara no, sɛ yɛfa wɔn nnamfo a ɛremmoa yɛn. Sɛ Kristoni bi fa nnipa a wɔte saa nnamfo a, ebetumi asɛe suban pa a ɔwɔ no. Nokwasɛm ne sɛ, ebetumi ama no ayɛ nea Onyankopɔn kyi mpo. Ɛno nti Paul bɔɔ Korintofo no kɔkɔ sɛ: “Momma mo ani nna hɔ wɔ trenee mu, na monntena bɔne mu.”—1 Kor. 15:33, 34. w20.12 9 ¶3, 5-6
Benada, September 27
Ɔbarima biara ti ne Kristo; ɔbea nso ti ne ɔbarima; Kristo nso ti ne Onyankopɔn.—1 Kor. 11:3.
Saa kyerɛwsɛm yi ma yehu sɛnea Yehowa ahyehyɛ n’abusua a ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so no. Sɛ yɛka tiyɛ a, ɛyɛ nneɛma mmienu: tumi ne akontaabu. Yehowa ne “ti no,” anaa tumi nyinaa wura, enti ɔno na ne mma nyinaa, kyerɛ sɛ, abɔfo ne nnipa nyinaa bebu akontaa akyerɛ no. (Rom. 14:10; Efe. 3:14, 15) Yehowa ama Yesu tumi sɛ onni asafo no so, na sɛnea Yesu yɛ yɛn biara no, obebu ho akontaa akyerɛ Yehowa. (1 Kor. 15:27) Yehowa ama ɔbarima nso tumi sɛ onni ne yere ne ne mma so anaa onni wɔn anim. Ɛbɛyɛ dɛn na ɔbarima atumi adi n’abusua anim yiye? Sɛ ɔbarima betumi adi n’abusua anim yiye a, ɛsɛ sɛ odi kan hu nea Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ. Afei nso, ɛsɛ sɛ ohu nea enti a Yehowa ayɛ tiyɛ nhyehyɛe no, na ohu sɛnea ɔno ankasa besuasua ɔkwan a Yehowa ne Yesu fa so di tumi no. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔbarima hu weinom nyinaa? Efisɛ Yehowa ama mmarima tumi bi wɔ abusua no mu, na ɔpɛ sɛ wɔde saa tumi no yɛ adwuma yiye.—Luka 12:48b. w21.02 2 ¶1-3
Wukuda, September 28
Me, Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛkyerɛ wo ma esi wo yiye.—Yes. 48:17.
Sɛnea Yehowa ma ne werɛ fi nneɛma bi no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden suasua no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yehowa kae biribiara pɛpɛɛpɛ nanso sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho a, ɔde kyɛ yɛn na ɔnkae bio. (Dw. 25:7; 130:3, 4) Sɛ afoforo yɛ yɛn bɔne ma ɛyɛ yɛn yaw na sɛ wɔpa yɛn kyɛw a, Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛn nso yɛde bɛkyɛ wɔn na yɛama yɛn werɛ afi. (Mat. 6:14; Luka 17:3, 4) Yehowa ama yɛn amemene a ɛyɛ nwonwa. Nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ akyɛde yi ne sɛ yɛde bɛhyɛ Yehowa anuonyam. Ebinom de saa akyɛde yi yɛ nea wɔpɛ, kyerɛ sɛ, wɔn ankasa na wɔkyerɛ wɔn ho nea ɛyɛ papa ne bɔne. Nanso, esiane sɛ Yehowa na ɔbɔɔ yɛn nti, ɛsɛ sɛ yɛte ase sɛ akwankyerɛ a ɔde ma yɛn no, ɛyɛ papa sen ɔkwan biara a yɛn ankasa bɛfa so abɔ yɛn bra. (Rom. 12:1, 2) Sɛ yɛde Yehowa akwankyerɛ bɔ yɛn bra a, ɛma yenya asomdwoe. (Yes. 48:18) Afei nso, ɛma yehu nea Yehowa pɛ sɛ yɛde yɛn nkwa yɛ. Ɛne sɛ yɛbɛhyɛ yɛn Agya ne Ɔbɔadeɛ no anuonyam na yɛama ne koma atɔ ne yam.—Mmeb. 27:11. w20.05 24 ¶13-14
Yawda, September 29
Obiara mpɛ ne yɔnko asɛm paa.—Rom. 12:10.
Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛapɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm? Sɛ yehu yɛn nuanom Kristofo yiye a, ɛrenyɛ den sɛ yɛbɛte wɔn ase na yɛapɛ wɔn asɛm. Sɛ obi yɛ panyin oo, ɔyɛ abofra oo, ɔte sɛn oo, yebetumi apɛ n’asɛm. Kae sɛ, na Yonatan kyɛn Dawid mfe 30, nanso Yonatan faa no adamfo denneennen. Wo nso ɛ? Obi wɔ w’asafo mu a wanyin sen wo anaa osua sen wo a wubetumi afa no adamfo? Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ‘wodɔ anuanom nyinaa.’ (1 Pet. 2:17) Yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yɛpɛ anuanom asɛm. Nanso yemmisa sɛ, anuanom a yɛne wɔn wɔ asafo mu no, ɛbɛyɛ yiye sɛ yɛbɛpɛ wɔn nyinaa asɛm pɛ anaa? Ɛrentumi mma saa, efisɛ nsateaa nyinaa nyɛ pɛ. Anuanom bi wɔ hɔ a, biribi a ɛwɔ wɔn ho nti, yɛn ani tumi gye wɔn ho sen afoforo. Ɛno nso de, mfomso nni ho. Yɛhwɛ Yesu sei a, ɔfrɛɛ n’asomafo no nyinaa ne “nnamfo,” nanso Yohane de, na Yesu pɛ n’asɛm paa. (Yoh. 13:23; 15:15; 20:2) Ne nyinaa mu no, Yesu ne asuafo no nyinaa dii no pɛ; ɛnyɛ Yohane nko na ɔyɛɛ no papa.—Mar. 10:35-40. w21.01 23 ¶12-13
Fida, September 30
Mahu sɛ ade nyinaa mu, ayɛ sɛ mopɛ nyamesom sen afoforo.—Aso. 17:22.
Sɛnea ɔsomafo Paul kaa asɛm no kyerɛɛ Yudafo a na wɔwɔ hyiadan no mu no, ɛnyɛ saa kwan no ara na ɔfaa so kaa asɛm no kyerɛɛ Amanaman mufo a na wɔwɔ Atene no. Paul de n’ani too fam hwɛɛ nea ɛrekɔ so, na ohuu nneɛma a nkurɔfo yɛ wɔ wɔn som mu. (Aso. 17:23) Afei, Paul hwɛe sɛ nneɛma a wɔyɛ wɔ wɔn som mu no, ebi ne nokware a ɛwɔ Bible mu no hyia anaa. Enti Paul yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛdannan ne nsɛm mu. Ɔka kyerɛɛ Atenefo sɛ “Onyame Bi a Wonnim No” a wɔpɛ sɛ wɔsom no no, ne ho asɛm na ɔreka akyerɛ wɔn no. Ɛwom sɛ na Amanaman mufo no nnim Kyerɛwnsɛm no mu de, nanso Paul ampa abaw. Mmom, ohuu wɔn sɛ wɔte sɛ nnɔbae a bere aso sɛ wotwa, enti ɔfaa ɔkwan foforo so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. Sɛnea Paul yɛe no, fa w’ani to fam hwɛ nea ɛrekɔ so. Hwehwɛ biribi a ɛbɛboa wo ama woahu nea nkurɔfo a wɔwɔ w’asasesin mu no gye di. Sɛn na ofiewura no asiesie ne fie, anaa dɛn na wakyerɛw agu ne kar ho? Ne din, atade a ɛhyɛ no, n’ahosiesie, anaa mpo nsɛm a ɔka ma wuhu asɔre a ɔkɔ anaa? w20.04 9-10 ¶7-8