Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es22 kr. 98-108
  • October

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • October
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • Memeneda, October 1
  • Kwasida, October 2
  • Dwoda, October 3
  • Benada, October 4
  • Wukuda, October 5
  • Yawda, October 6
  • Fida, October 7
  • Memeneda, October 8
  • Kwasida, October 9
  • Dwoda, October 10
  • Benada, October 11
  • Wukuda, October 12
  • Yawda, October 13
  • Fida, October 14
  • Memeneda, October 15
  • Kwasida, October 16
  • Dwoda, October 17
  • Benada, October 18
  • Wukuda, October 19
  • Yawda, October 20
  • Fida, October 21
  • Memeneda, October 22
  • Kwasida, October 23
  • Dwoda, October 24
  • Benada, October 25
  • Wukuda, October 26
  • Yawda, October 27
  • Fida, October 28
  • Memeneda, October 29
  • Kwasida, October 30
  • Dwoda, October 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2022
es22 kr. 98-108

October

Memeneda, October 1

“Hena na wahu Yehowa adwene a obetumi akyerɛkyerɛ no?” Na yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene.—1 Kor. 2:16.

Sɛ yehu Yesu a, yebesuasua sɛnea odwen nneɛma ho ne sɛnea ɔyɛ n’ade. Afei nso, sɛ yehu sɛnea odwen nneɛma ho na yesuasua no a, ɛbɛma yɛne n’adamfofa mu ayɛ den. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu? Momma yɛnhwɛ ɛho nhwɛso baako. Nea na ehia Yesu paa ne sɛ ɔbɛboa afoforo na ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsɔ n’ankasa ani. (Mat. 20:28; Rom. 15:1-3) Esiane sɛ na Yesu wɔ saa adwene yi nti, na oyi ne yam boa afoforo na na ɔde wɔn bɔne kyɛ wɔn. Sɛ nkurɔfo ka ne ho asɛmmɔne a, na ɔmpere ne ho mfa abufuw. (Yoh. 1:46, 47) Yesu annyina mfomso a na nkurɔfo adi atwam so annya wɔn ho adwene a ɛnteɛ. (1 Tim. 1:12-14) Yesu kaa sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yoh. 13:35) Wubetumi abisa wo ho sɛ, “Meresuasua Yesu na mereyɛ nea metumi biara sɛ mɛma asomdwoe atena me ne me nuanom ntam anaa?” w20.04 24 ¶11

Kwasida, October 2

Wɔbɛtew me din ho.—Yes. 29:23.

Ɛwom, wiase a yɛte mu yi, nnipa dodow no ara ka atosɛm ne abususɛm de sɛe Yehowa din. Nanso wo de, woanya hokwan sɛ wobɛka asɛm no mu nokware, na woama nkurɔfo ahu sɛ Yehowa yɛ kronkron, ɔteɛ, oye, na ɔdɔ nnipa. Wubetumi ayɛ biribi de akyerɛ sɛ wopɛ sɛ Yehowa di wo so. Wubetumi nso aboa afoforo ama wɔahu sɛ Yehowa tumidi nko ara na ɛteɛ, na ɛno nko ara na ebetumi ama adesamma anya asomdwoe ne anigye. (Dw. 37:9, 37; 146:5, 6, 10) Sɛ yɛkyerɛkyerɛ afoforo nokware a ɛwɔ Bible mu a, yɛtaa twe adwene si Onyankopɔn tumidi so, kyerɛ sɛ, yɛma nkurɔfo hu sɛ Yehowa na ɔfata sɛ odi amansan yi so. Wei yɛ nokware turodoo. Ɛwom sɛ ehia sɛ yɛtwe adwene si Onyankopɔn mmara so de, nanso yɛn botae titiriw ne sɛ yɛbɛboa afoforo ama wɔadɔ yɛn Agya Yehowa, na wɔadi no nokware. Enti ehia sɛ yesi Yehowa suban a ɛyɛ fɛ no so dua, na yɛma nkurɔfo hu sɛnea Yehowa te ankasa. (Yes. 63:7) Sɛ yɛfa saa kwan yi so kyerɛkyerɛ nkurɔfo a, yɛbɛboa wɔn ama wɔadɔ Yehowa, na esiane sɛ wɔpɛ sɛ wodi Yehowa nokware nti, wobetie no. w20.06 6 ¶16; 7 ¶19

Dwoda, October 3

Hena na ɔyɛɛ onipa ano . . . ? Ɛnyɛ me Yehowa?—Ex. 4:11.

Sɛnea Yehowa ayɛ yɛn amemene no yɛ nwonwa paa. Bere a wohyɛ wo maame yafunu mu no, sɛnea na Yehowa ahyehyɛ sɛ w’amemene nyɛ no, saa pɛpɛɛpɛ na ɛyɛe. Simma baako biara, nkwammoaa a ɛwɔ w’amemene mu no, na mpempem bɛka ho! Nkurɔfo bi a wɔyɛ nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, sɛ yɛhwɛ obi a wanyin a, nkwammoaa bi a wɔfrɛ no neuron bɛyɛ ɔpepepem 100 na ɛwɔ n’amemene mu. Saa nkwammoaa yi na ɛka bom yɛ amemene no; amemene no mu duru bɛyɛ nkaribo 3.3 (kilogram 1.5). Nneɛma a ɛyɛ nwonwa a yɛn amemene tumi yɛ no mu baako ne sɛnea yetumi kasa no. Ntini bɛyɛ 100 a ɛwɔ wo tɛkrɛma so, wo menem, w’ano, w’apantan, ne wo koko no, ɛsɛ sɛ w’amemene kyerɛ ne nyinaa sɛnea ɛbɛbom ayɛ adwuma ansa na woatumi aka asɛmfua baako. Sɛ wubetumi akasa ma emu ada hɔ a, ɛsɛ sɛ saa ntini no mu biara yɛ n’adwuma pɛpɛɛpɛ. Bere a nhoma bi a wotintim no afe 2019 reka sɛnea yetumi sua kasa ho asɛm no, ɛkaa sɛ mmofra a wɔawo wɔn foforo tumi hyɛ nsɛmfua nsow. Asɛm a nhoma yi aka ne nea nkurɔfo a wɔyɛ nhwehwɛmu no mu pii aka hyia; wɔkyerɛ sɛ sɛnea yetumi hyɛ kasa nsow na yetumi sua kasa no yɛ biribi a wɔde awo yɛn. Yebetumi aka paa sɛ sɛnea yetumi kasa no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. w20.05 22-23 ¶8-9

Benada, October 4

Na ɔretwɛn kurow a ɛwɔ fapem a ɛyɛ den no. Onyankopɔn na ɔyɛɛ saa kurow no na ɔkyekyee.—Heb. 11:10.

Ɛwom, na Abraham di yiye wɔ Ur kurow no mu nanso anhaw no sɛ obetu afi hɔ. Adɛn ntia? Efisɛ na ɔretwɛn “kurow a ɛwɔ fapem ankasa” no. (Heb. 11:8-10, 16) Kurow a na Abraham retwɛn no ne Onyankopɔn Ahenni. Yesu Kristo na ɔbɛyɛ saa Ahenni no so Hene, na 144,000 no na wɔne no bedi ade. Paul frɛɛ saa Ahenni no, ‘Onyankopɔn teasefo no kurow, ɔsoro Yerusalem.’ (Heb. 12:22; Adi. 5:8-10; 14:1) Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ saa Ahenni no mmra sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn apɛde bɛyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro. (Mat. 6:10) Ná Abraham nim Onyankopɔn Ahenni no ho nsɛm pii anaa? Daabi. Nsɛm a na ɛfa saa Ahenni no ho no, na ɛyɛ “ahintasɛm kronkron” a wɔde asie mfe pii. (Efe. 1:8-10; Kol. 1:26, 27) Nanso na Abraham nim sɛ daakye n’asefo bɛyɛ ahemfo efisɛ na Yehowa ahyɛ da aka saa asɛm no akyerɛ no.—Gen. 17:1, 2, 6. w20.08 2-3 ¶2-4

Wukuda, October 5

Monkɔ so ne [Awurade] mmom nnantew, na wɔnto mo nsi no so na munnye ntini na muntintim wɔ gyidi no mu.—Kol. 2:6, 7.

Ɛnsɛ sɛ yetie awaefo nkyerɛkyerɛ koraa. Efi bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no, Ɔbonsam ayɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma nnaadaafo asɛe Onyankopɔn asomfo anokwafo gyidi. Ɛno nti, sɛ asɛm bi yɛ nokware a, ɛsɛ sɛ yetumi hu, na sɛ ɛyɛ atoro nso a, ɛsɛ sɛ yetumi hu. Yɛn atamfo betumi afa intanɛt anaa sohyial media so ama gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no ayɛ mmerɛw, na ama ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom nso ano abrɛ ase. Ɛba saa a, kae nea ɔhyɛ saa atosɛm no akyi na woannye anni! (1 Yoh. 4:1, 6; Adi. 12:9) Sɛ yɛmpɛ sɛ Satan bɛma yɛn gyidi ayɛ mmerɛw a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu mu no den, na yegye di paa sɛ Yehowa nam Yesu so na ɔrema n’apɛde ayɛ hɔ. Afei nso, wɔn a Yehowa nam wɔn so rekyerɛ n’ahyehyɛde no kwan nnɛ no, wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ yenya wɔn mu gyidi. (Mat. 24:45-47) Ɔkwan baako a yɛfa so hyɛ yɛn gyidi den ne sɛ yebesua Onyankopɔn Asɛm no daa. Yɛyɛ saa a, yɛn gyidi bɛyɛ te sɛ dua a agye ntini. Ɔsomafo Paul de biribi saa yɛɛ ntotoho bere a ɔkaa asɛm a yɛresusuw ho nnɛ no. w20.07 23-24 ¶11-12

Yawda, October 6

Onipa dasani hwɛ nea etua aniwa, na Yehowa de, ɔhwɛ komam.—1 Sam. 16:7.

Esiane sɛ yɛn nyinaa tɔ sin nti, ɛyɛ a yegyina nea yɛn ani hu so bu afoforo atɛn. (Yoh. 7:24) Nanso worentumi nhwɛ obi kɛkɛ nhu ne ho nsɛm nyinaa. Yɛnhwɛ mfatoho yi. Dɔkota a waben na onim adwuma mpo, sɛ ɔde n’ani kɛkɛ hwɛ ɔyarefo bi a, ɔrentumi nhu yare ko a abɔ no. Sɛ ɔpɛ sɛ ohu sɛ yare bi abɔ no pɛn, sɛnea ɔte nka wɔ yare no ho, anaa nea yare no reyɛ ne nipadua a, ɛsɛ sɛ onya abotare tie ɔyarefo no. Ebi mpo a dɔkota no bɛma wakotwa X-ray na ama wahu nea ɛrekɔ so wɔ ɔyarefo no nipadua mu. Sɛ dɔkota no anyɛ saa a ɔrentumi mma no aduru a ɛbɛboa no. Yɛn nso, sɛ yɛde yɛn ani hwɛ yɛn nuanom kɛkɛ a, yɛrentumi nte wɔn ase. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu sɛnea wɔte ankasa. Yɛrentumi nhu komam de, Nanso, yebetumi ayere yɛn ho asuasua Yehowa. Otie n’asomfo. Ɔhwɛ nneɛma a wɔafa mu ne tebea a wɔwom seesei. Afei nso, ne yam hyehye no ma wɔn. w20.04 14-15 ¶1-3

Fida, October 7

‘Dwen na nya adwene a emu da hɔ.’—Rom. 12:3.

Ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase efisɛ sɛ obi ma ne ho so a, ɛkyerɛ sɛ ‘n’adwenem nna hɔ.’ Ahantanfo pɛ mansotwe ne anuonyamhunu. Nneɛma a wodwinnwen ho ne nea wɔyɛ taa haw wɔn ankasa ne afoforo. Sɛ obi te saa na wansesa sɛnea osusuw nneɛma ho a, Satan bɛdaadaa no na wasɛe n’adwene. (2 Kor. 4:4; 11:3) Nanso, obi a ɔbrɛ ne ho ase de, n’adwenem da hɔ. Ommu ne ho ntra so, na mmom ogye tom sɛ afoforo kyɛn no wɔ nneɛma pii mu. (Filip. 2:3) Onim nso sɛ “Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.” (1 Pet. 5:5) Obi a n’adwenem da hɔ biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ Yehowa ne no di asi. Sɛ yebetumi akɔ so abrɛ yɛn ho ase a, ɛsɛ sɛ yɛde Bible afotu a edi so yi yɛ adwuma. Ɛka sɛ: “[Yenyi] nipasu dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na [yɛnhyɛ] nipasu foforo” no. Ɛsɛ sɛ nhwɛso a Yesu yɛe no, yesua ho ade, na yɛyɛ nea yebetumi biara di n’anammɔn akyi.—Kol. 3:9, 10; 1 Pet. 2:21. w20.07 7 ¶16-17

Memeneda, October 8

Nipadua no yɛ baako, nanso ɛwɔ akwaa pii.—1 Kor. 12:12.

Hwɛ hokwan kɛse a yɛanya sɛ yɛka Yehowa asafo no ho. Sɛ yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ asafo no mu bom som Yehowa a, ɛma yɛn asom dwo yɛn na yɛn ani gye paa. Dɛn na woyɛ a ɛboa asafo no? Ɔsomafo Paul de asafo no totoo nipadua no ho. Ɔsan de nnipa a wɔwɔ asafo no mu nso totoo nipadua akwaa no ho. (Rom. 12:4-8; 1 Kor. 12:12-27; Efe. 4:16) Ade baako a yesua wɔ Paul mfatoho no mu ne sɛ, yɛn mu biara ho hia wɔ Yehowa abusua no mu. Paul refi ne mfatoho no ase no, nea ɔkae ni: “Sɛnea yɛwɔ akwaa bebree wɔ nipadua koro mu, na akwaa no nyinaa nni dwuma koro no, saa ara na yɛn nso, ɛwom sɛ yɛdɔɔso de, nanso yɛyɛ nipadua koro wɔ Kristo mu, na yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.” (Rom. 12:4, 5) Asɛm bɛn na na Paul pɛ sɛ ɔka? Ɛsono dwuma a yɛn mu biara di wɔ asafo no mu de, nanso yɛn mu biara som bo. w20.08 20 ¶1-2; 21 ¶4

Kwasida, October 9

Yehowa bisaa no sɛ, ‘Ɔkwan bɛn na wobɛfa so?’—1 Ahe. 22:21.

Awofo, mobɛyɛ dɛn asuasua Yehowa ahobrɛase no? Ɛtɔ da a, mubetumi ama mo mma akyerɛ wɔn adwene wɔ nneɛma bi ho. Na sɛ muhu sɛ ɛyɛ a, mubetumi de nea wɔkae no ayɛ adwuma. Yehowa wɔ abotare. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ Yehowa yɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ biribi na n’asomfo kyerɛ wɔn adwene wɔ ho a, onya wɔn ho abotare. Bere a Yehowa sii gyinae sɛ ɔbɛsɛe Sodom ne Gomora na Abraham kyerɛɛ n’adwene wɔ ho no, otiee no. (Gen. 18:22-33) Wokae sɛnea Yehowa nyaa Abraham yere Sara ho abotare no? Bere a Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ Sara benyinsɛn wɔ ne mmerewabere mu no, Sara serewee nanso anhaw Yehowa na ne bo amfuw no. (Gen. 18:10-14) Mmom, odii no ni. Awofo ne asafo mu mpanyimfo, dɛn na mubetumi asua afi nea Yehowa yɛe no mu? Sɛ woka asɛm bi na wo mma anaa asafo no mufo bi ne wo anyɛ adwene a, sɛn na ɛyɛ a woyɛ w’ade? Ɛyɛ a wopere wo ho bɔ nea wɔaka no gu, anaa ɛyɛ a wobɔ mmɔden sɛ wobɛte nea wɔreka no ase? Sɛ awofo ne asafo mu mpanyimfo suasua Yehowa a, ɛma wɔn mmusua ne asafo a wɔwɔ mu no mufo ani gye. w20.08 10 ¶7-9

Dwoda, October 10

Mmerɛwyɛ mu na me tumi wie pɛyɛ.—2 Kor. 12:9.

Ebia bere a yefii ase ne Yehowa nkurɔfo bɔe no, biribi ketewaa bi a na yɛrepɛ obi ama no aboa yɛn, efisɛ na yenim sɛ yɛbaa asafo no mu nkyɛe na yɛwɔ pii sua. (1 Kor. 3:1, 2) Seesei nso ɛ? Sɛ yɛasom Yehowa mfe bebree ama yɛanya osuahu pii a, ebia yɛbɛtwetwe yɛn ho sɛ yɛbɛma afoforo aboa yɛn; sɛ onii a ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn no baa asafo no mu nkyɛe a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa. Nanso, Yehowa taa fa yɛn nuanom Kristofo so hyɛ yɛn den. (Rom. 1:11, 12) Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa hyɛ yɛn den a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛma yɛn nuanom boa yɛn. Sɛ obi betumi ayɛ biribi a, ɛnyɛ n’ahoɔden, ne nhomasua, ne sika, anaa abusua a ofi mu ne asɛm no. Mmom, sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔde ne ho to Yehowa so a, ɛnna obetumi ayɛ saa. Momma yɛn nyinaa nyere yɛn ho na (1) yɛmfa yɛn ho nto Yehowa so, (2) yensua biribi mfi nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm no hɔ, (3) yɛmma yɛn nuanom Kristofo mmoa yɛn. Sɛ yɛyɛ saa, na sɛ yɛte nka sɛ yɛayɛ mmerɛw mpo a, Yehowa bɛma yɛn ahoɔden! w20.07 14 ¶2; 19 ¶18-19

Benada, October 11

[Monna] nsi ne ahokeka koro no ara bi adi, . . . na amma moanyɛ anihaw, na mmom moasuasua wɔn a wɔnam gyidi ne abotare so nya bɔhyɛ ahorow no.—Heb. 6:11, 12.

Yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no, sɛ yɛredi wɔn adanse a, ɛyɛ a ɛtaa yɛ den sɛ yebenya wɔn ho abotare. Nanso, asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 3:1, 7 no betumi aboa yɛn. Ɛka sɛ: “Kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa nso wɔ ne bere.” Ɛwom, yebetumi de yɛn abrabɔ pa adi afoforo adanse bere a yemmuee yɛn ano mpo. Nanso hokwan biara a yebenya no, yɛpɛ sɛ yɛde ka asɛmpa no kyerɛ afoforo. (1 Pet. 3:1, 2) Yɛpɛ sɛ yɛde nsi ne ahokeka ka asɛm no na yɛkyerɛkyerɛ afoforo ne yɛn abusuafo, nanso ɛsɛ sɛ yenya wɔn ho abotare. Nnipa anokwafo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu ne ebinom a wɔwɔ yɛn bere yi so nyaa abotare na yebetumi asuasua wɔn nhwɛso no. Ná Habakuk rehwɛ kwan denneennen sɛ abɔnefosɛm to betwa nanso onyaa abotare kaa sɛ: “Mɛkɔ so agyina m’awɛnee.” (Hab. 2:1) Ɔsomafo Paul kaa sɛ onyae a anka ‘wawie’ ne som adwuma no. Nanso, onyaa abotare kɔɔ so dii “asɛmpa no ho adanse fefeefe.”—Aso. 20:24. w20.09 11-12 ¶12-14

Wukuda, October 12

[Yesu annya] adwene sɛ ɔbɛpere dibea na ɔne Onyankopɔn abɛyɛ pɛ.—Filip. 2:6.

Yehowa akyi no, Yesu ne obi a ɔwɔ tumi paa, nanso wammu ne ho antra so. Sɛ yesuasua Yesu, na yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛbɛboa ama ɔdɔ atena yɛne yɛn nuanom ntam. (Luka 9:48; Yoh. 13:35) Sɛ nneɛma nkɔ yiye wɔ asafo no mu na ɛyɛ wo sɛ asafo mu mpanyimfo nni ho dwuma yiye a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase na wotaa wɔn a wodi nneɛma anim wɔ asafo no mu akyi, na ɛnsɛ sɛ wunwiinwii. (Heb. 13:17) Nea ɛbɛboa wo ama woayɛ saa no, bisa wo ho sɛ: ‘Nneɛma a ɛyɛ me sɛ ɛnkɔ yiye wɔ asafo no mu no, sɛ wɔanyɛ ho biribi a ɛbɛhaw adwene anaa? Saa bere yi na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi anaa? Ɛyɛ me na ɛsɛ sɛ meyɛ ho biribi anaa? Nea mereyɛ yi, ɛbɛma baakoyɛ atena asafo no mu, anaa anuonyam a merepɛ nti na mereyɛ saa?’ Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, Yehowa ani gye ho sen nimdeɛ biara a yɛwɔ. Afei sɛ baakoyɛ wɔ yɛn mu a, ɛho hia Yehowa sen sɛ yɛbɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Enti, yɛ nea wubetumi nyinaa fa ahobrɛase som Yehowa. Woyɛ saa a, wobɛboa ama baakoyɛ atena asafo no mu.—Efe. 4:2, 3. w20.7 4-5 ¶9-11

Yawda, October 13

Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro! Monkɔ nkɔbɔ me nuanom amanneɛ.”—Mat. 28:10.

Mmea anokwafo a ‘wɔde wɔn ahode som’ Yesu no, ɔkyerɛɛ nea wɔyɛe no ho anisɔ. (Luka 8:1-3) Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nokware a ɛfa Onyankopɔn apɛde ho. Ebi ne sɛ, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wobekum no na wɔanyan no. (Luka 24:5-8) Sɛnea ɔboaa asomafo no, ɔboaa mmea yi nso na ama wɔatumi agyina sɔhwɛ biara a wobehyia ano. (Mar. 9:30-32; 10:32-34) Ɛwom sɛ, bere a wɔkyeree Yesu no asomafo no mpo guanee, nso bere a ɔsɛn dua so a ɔrewu no, na mmea a wɔka ne ho wɔ ne som adwuma no mu bi gyina ne nkyɛn. (Mat. 26:56; Mar. 15:40, 41) Bere a wonyanee no no, mmea a wɔsom Onyankopɔn na wodii kan huu no. Ɔka kyerɛɛ saa mmea no sɛ wɔnkɔbɔ n’asomafo no amanneɛ sɛ wɔanyan no afi awufo mu. (Mat. 28:5, 9, 10) Afei nso, Pentekoste 33 Y.B. bere a wohwiee honhom kronkron guu asuafo no so no, ɛbɛyɛ sɛ na mmea ka ho, na wɔn a na wɔwɔ hɔ nyinaa tumi kaa kasa horow, na wɔkaa “Onyankopɔn nneɛma akɛse no” ho asɛm kyerɛɛ afoforo.—Aso. 1:14; 2:2-4, 11. w20.09 23 ¶11-12

Fida, October 14

Hwɛ wo ho so yiye bere nyinaa, na ma w’ani nku wo nkyerɛkyerɛ ho daa.—1 Tim. 4:16.

Asɛnka adwuma no yɛ adwuma a egye nnipa nkwa! Yɛyɛ dɛn hu saa? Yesu maa yɛn ahyɛde wɔ Mateo 28:19, 20. Ɔkaa sɛ: ‘Monkɔ nkɔyɛ asuafo, mommɔ wɔn asu.’ Adɛn nti na ɛho hia sɛ obi bɔ asu? Sɛ obi pɛ sɛ onya nkwa a gye sɛ ɔbɔ asu. Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre maa yɛn na wonyanee no. Enti ɛsɛ sɛ obiara a ɔrekɔbɔ asu gye di sɛ nea Yesu yɛe no nko ara na ɛbɛma wanya nkwa. Ɛno nti na ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ ne nuanom Kristofo sɛ: ‘Nea seesei egye mo nkwa ne asubɔ denam Yesu Kristo wusɔre so.’ (1 Pet. 3:21) Enti sɛ Bible suani bi bɔ asu a, obetumi anya anidaso sɛ obenya daa nkwa. Sɛ yebetumi aboa afoforo ma wɔabɛyɛ Yesu asuafo a, ɛsɛ sɛ yɛma “yɛn nkyerɛkyerɛ” tu mpɔn. (2 Tim. 4:1, 2.) Adɛn ntia? Efisɛ Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ: ‘Monkɔ nkɔyɛ asuafo, monkyerɛkyerɛ wɔn.’ Ɔsomafo Paul kaa sɛ ɛsɛ sɛ ‘yɛbata’ saa adwuma no ho, ‘na sɛ yɛyɛ saa a, yebegye yɛn ho ne wɔn a wotie yɛn no nkwa.’ w20.10 14 ¶1-2

Memeneda, October 15

Efi saa bere yi rekɔ no, wubeyi nnipa.—Luka 5:10.

Yesu suani Petro suae sɛ ɔbɛyɛ nnipa yifo na n’ani begyee ho. Yehowa mmoa so nti, Petro tumi yɛɛ saa adwuma no yiye paa. (Aso. 2:14, 41) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no titiriw na ɛka yɛn ma yɛka asɛmpa no. Sɛ mpo yɛte nka sɛ yɛrentumi nka asɛmpa no a, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no bɛboa yɛn ama yɛatumi adi saa ehu no so. Bere a Yesu frɛɛ Petro sɛ ɔmmɛyɛ nnipa yifo no, Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Nsuro.” (Luka 5:8-11) Ɛnyɛ sɛ na Petro suro nea ɛbɛto no bere a wabɛyɛ Yesu suani, mmom sɛnea Yesu yɛɛ anwonwade ma woyii mpataa pii no, ɛmaa ne ho dwiriw no. Afei nso, na Petro te nka sɛ ɔmfata sɛ ɔne Yesu bom yɛ adwuma. Ebia wo nso, sɛ wohwɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woatumi abɛyɛ Kristo suani a, ɛma wobɔ hu. Sɛ saa na wote nka a, ɛnde ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa, Yesu, ne wo yɔnko nnipa no, hyɛ mu den. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛka wo ama woatie asɛm a Yesu kae sɛ bra bɛyɛ nnipa yifo no.—Mat. 22:37, 39; Yoh. 14: 15. w20.09 3 ¶4-5

Kwasida, October 16

‘Enti monkɔ nkɔyɛ asuafo, monkyerɛkyerɛ wɔn.—Mat. 28:19, 20.

Yefi yɛn pɛ mu de yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn sika hwehwɛ “wɔn a wɔpɛ daa nkwa” no. (Aso. 13:48) Yɛyɛ saa a, na yɛresuasua Yesu. Ɔkaa sɛ: “M’aduan ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde na mawie n’adwuma.” (Yoh. 4:34; 17:4) Yɛn nso ɛno ne ade a yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛyɛ. Yɛpɛ sɛ yewie adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no. (Yoh. 20:21) Na yɛpɛ sɛ afoforo ne wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ nyinaa ka yɛn ho ma yɛyɛ adwuma no kosi awiei. (Mat. 24:13) Ɛwom, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ adwuma kɛse a Yesu de ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnyɛ no. Nanso ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛreyɛ saa adwuma yi. Yesu hyɛɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛka yɛn ho. Adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛmmoa nkurɔfo mma wɔmmɛyɛ asuafo no, yɛne Onyankopɔn na ɛreyɛ “wɔ Kristo mu.” (1 Kor. 3:9; 2 Kor. 2:17) Enti yebetumi ayɛ. Ɛyɛ hokwan kɛse ne anigyesɛm sɛ yɛbɛyɛ saa adwuma yi na yɛaboa afoforo nso ama wɔayɛ bi!—Filip. 4:13. w20.11 7 ¶19-20

Dwoda, October 17

Yesu kɔɔ so nyinii, na onyaa nyansa pii, na Onyankopɔn ne nnipa nyinaa pɛɛ n’asɛm.—Luka 2:52.

Mpɛn pii no, gyinae a awofo sisi no, etumi ka wɔn mma mfe bebree. Sɛ awofo ansisi gyinae pa a, ebetumi akɔfa ɔhaw abrɛ wɔn mma. Nanso sɛ wosisi gyinae pa a, ebetumi aboa wɔn mma ama wɔanya anigye ne akomatɔyam wɔ asetena mu. Mmofra no nso, ɛsɛ sɛ wosisi gyinae pa. Gyinae a eye sen biara a obi betumi asi ne sɛ ɔbɛsom Yehowa, yɛn Agya a ɔwɔ soro a ɔdɔ yɛn no. (Dw. 73:28) Ná Yesu awofo pɛ sɛ wɔboa wɔn mma ma wɔsom Yehowa, na gyinae a awofo no sisii kyerɛ sɛ na wei ne ade a ɛho hia wɔn paa wɔ asetena mu. (Luka 2:40, 41, 52) Yesu nso sisii gyinae pa na ɛboaa no ma otumi yɛɛ nea na Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ. (Mat. 4:1-10) Yesu nyinii no, na ne yam ye, na odi nokware, na na ɔwɔ akokoduru. Agya anaa ɛna biara a osuro Onyankopɔn a obehu sɛ ne ba te saa no, n’ani begye paa. w20.10 26 ¶1-2

Benada, October 18

Ma w’ani nhwɛ tẽẽ.—Mmeb. 4:25.

Susuw nhwɛso ahorow yi ho. Onuawa bi a ne mfe akɔ anim kaakae bere pa a atwam wɔ n’asetena mu. Ɛwom mpo sɛ seesei nneɛma nkɔ yiye mma no de, nanso ɔkɔ so ara yɛ nea obetumi nyinaa ma Yehowa. (1 Kor. 15:58) Da biara ɔde n’adwene bu sɛ ɔne n’adɔfo wɔ wiase foforo no mu. Onuawa baako nso kaa sɛ ne nua Kristoni bi ayɛ ade ama ayɛ no yaw, nanso wasi gyinae sɛ ɔremfa ne ho abufuw nhyɛ ne mu. (Kol. 3:13) Onua bi nso kae bɔne a wayɛ atwam nyinaa, nanso nea esi n’ani so seesei ne sɛnea ɔbɛkɔ so adi Yehowa nokware. (Dw. 51:10) Ade baako bɛn na yehu wɔ Kristofo mmiɛnsa yi nyinaa asɛm no mu? Wɔn nyinaa kae biribi a asi wɔ wɔn asetenam bere bi a atwam no, nanso wɔmmaa ɛho adwinnwen nhyɛɛ wɔn so. Mmom, ‘wɔhwɛ tẽẽ’ na wɔde wɔn ani asi wiase foforo no so. Adɛn nti na ɛno ho hia? Sɛ obi nam na ɔtaa twa n’ani hwɛ n’akyi a, ɔrentumi nkɔ n’anim tẽẽ. Saa ara na ɛte wɔ Yehowa som mu nso. Sɛ yɛma nneɛma a atwam no ho adwinnwen hyɛ yɛn so a, yɛrentumi nkɔ yɛn anim wɔ Yehowa som mu.—Luka 9:62. w20.11 24 ¶1-3

Wukuda, October 19

Obuu no animtiaa.—1 Sam. 17:42.

Ná Goliat yɛ ɔkofo a ne ho yɛ den paa, enti na obu Dawid sɛ ɔyɛ mmerɛw. Ɛnyɛ nwonwa, efisɛ na Goliat so ware sen Dawid koraa, na ɔwɔ akode pii, na na waben wɔ ɔko mu nso. Dawid de, na ɔyɛ aberantewa, na na ɔnyɛ sraani, enti na onni akode papa biara. Nanso Dawid de ne ho too Yehowa so, na ɔmaa no tumi ma odii ne tamfo Goliat so nkonim. (1 Sam. 17:41-45, 50) Dawid hyiaa ɔhaw foforo bi a na anka ebetumi ama wanya adwene sɛ ɔyɛ mmerɛw na onni ahoɔden. Dawid de nokwaredi som Saul, ɔbarima a na Yehowa apaw no sɛ Israel hene no. Mfiase no, na Ɔhene Saul bu Dawid. Akyiri yi, ahantan maa Saul ani beree Dawid. Saul ne Dawid anni no yiye koraa, ɔyɛe sɛ obekum Dawid mpo. (1 Sam. 18:6-9, 29; 19:9-11) Ɛmfa ho sɛ Ɔhene Saul ne Dawid anni no yiye no, Dawid kɔɔ so kyerɛe sɛ obu ɔhene a na Yehowa apaw no no. (1 Sam. 24:6) Dawid de ne ho too Yehowa so, na ɔhyɛɛ no den ma otumi gyinaa saa sɔhwɛ no ano.—Dw. 18:1, atifi asɛm. w20.07 17 ¶11-13

Yawda, October 20

‘Awiei bere no mu no, anaafo fam hene no ne atifi fam hene no bepiapia wɔn ho.’—Dan. 11:40.

Nkɔmhyɛ a ɛfa atifi fam hene no ne anaafo fam hene no ho no, emu fã kɛse no ara aba mu dedaw, enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ nea aka no nso bɛbam ɔkwan biara so. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛte nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel ti 11 no ase a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ, atumfoɔ ne aban ahorow a wodii tumi wɔ aman a Onyankopɔn nkurɔfo dɔɔso wɔ hɔ so anaa wɔtan wɔn ani nkutoo na saa ti no ka wɔn ho asɛm. Ɛwom, sɛ yɛde Onyankopɔn asomfo toto nnipa dodow a wɔwɔ wiase mu ho a, wɔnnɔɔso koraa, nanso mpɛn pii no aban ahorow tan wɔn ani. Adɛn ntia? Efisɛ ade titiriw a Satan ne ne wiase no pɛ sɛ wɔyɛ ne sɛ wɔbɛtɔre Yehowa asomfo anaa Yesu asuafo ase. (Gen. 3:15; Adi. 11:7; 12:17) Afei nso, nkɔm a Daniel hyɛe no, ɛsɛ sɛ ɛne nkɔmhyɛ afoforo a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no hyia. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yebetumi ate Daniel nkɔmhyɛ no ase yiye a, gye sɛ yɛde toto kyerɛwnsɛm afoforo ho. w20.05 2 ¶1-2

Fida, October 21

Ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so anyan awufo? Nipadua bɛn mpo na wɔde bɛba?—1 Kor. 15:35.

Ɛnnɛ ɛsono nea nnipa pii ka fa tebea a awufo wom ho. Nanso dɛn na Bible kyerɛkyerɛ? Sɛ obi wu a, ne nipadua no porɔw. Nanso Nea ɔbɔɔ amansan yi betumi anyan no, na wama no nipadua a ɛfata. (Gen. 1:1; 2:7) Ɔsomafo Paul maa mfatoho de kyerɛɛ mu sɛ, ɛho nhia sɛ Onyankopɔn de onipa a owui no nipadua no ara san ba. Wo de susuw “aba” a wɔde dua no ho hwɛ. Sɛ wode aba hyɛ fam a, efifi bɛyɛ afifide foforo. Sɛ wohwɛ afifide no a, wuhu sɛ ɛnsɛ aba a wode hyɛɛ fam no koraa. Paul yɛɛ saa ntotoho yi de kyerɛe sɛ, nipadua a Ɔbɔadeɛ ‘no pɛ’ na ɔde bɛma nea wanyan no no. Paul toaa so sɛ, “ɔsoro abɔde wɔ hɔ na asase so abɔde wɔ hɔ.” Ná ɔrekyerɛ sɛn? Na ɔrekyerɛ sɛ honam nipadua na ɛwɔ asase so, nanso wokɔ soro a, honhom nipadua te sɛ abɔfo de na ɛwɔ hɔ.—1 Kor. 15:36-41. w20.12 9-10 ¶7-9

Memeneda, October 22

Enkosi da bɛn na dadwen bɛhyɛ me so na awerɛhow atena me komam da biara?—Dw. 13:2.

Yɛn mu biara pɛ sɛ n’asom dwo no na ɔtena hɔ komm. Obiara nni hɔ a ɔpɛ sɛ adwinnwen hyɛ no so. Nanso ɛtɔ da a, wobɛhwɛ na adwinnwen abɛtɔ yɛn so ama yegye yɛn ho a, ennye. Ɛno nti, ɛyɛ a yebisa asɛm a Ɔhene Dawid bisae wɔ nnɛ asɛm no mu no. Nneɛma a ɛkɔfa adwinnwen bɛto yɛn so no, ebi wɔ hɔ a, yɛrentumi nyɛ ho hwee. Ɛho nhwɛso ni: Sɛnea aduan, ntaade, ne ɔdan bo kɔ soro afe biara no, yɛrentumi nyɛ ho hwee. Wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma anaa yɛne wɔn kɔ sukuu nso, yɛrentumi nkyerɛ sɛ ɛnnɛ anaa ɔkyena wɔbɛsɔ yɛn ahwɛ sɛ yenwia ade anaa yɛmmɔ aguaman. Saa ara nso na nneɛma bɔne a nkurɔfo yɛ wɔ yɛn mpɔtam no, yɛrentumi nsiw ano. Nea enti a weinom nyinaa kɔ so ne sɛ, wiase a yɛte mu yi, sɛ nnipa dodow no ara reyɛ biribi a, Bible nnyinasosɛm de, wonnwen ho koraa. Satan a ɔyɛ wiase yi nyame no nim sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a, wɔbɛma “wiase yi mu dadwen” ahyɛ wɔn so, enti wɔrensom Yehowa. (Mat. 13:22; 1 Yoh. 5:19) Ɛno nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nneɛma a ɛkɔfa adwinnwen bɛto nnipa so no abu so! w21.01 2 ¶1, 3

Kwasida, October 23

Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudifo, na munim sɛ owudifo biara nni hɔ a daa nkwa te ne mu.—1 Yoh. 3:15.

Ɔsomafo Yohane tu yɛn fo sɛ ɛnsɛ sɛ yɛtan yɛn nuanom Kristofo. Sɛ yɛantie saa afotu no a, na yɛrema kwan ama Satan de yɛn ayɛ adwuma. (1 Yoh. 2:11) Biribi saa too ebinom a wɔtenaa ase bɛyɛ afe 96 Y.B. Satan yɛɛ nea obetumi nyinaa sɛ ɔbɛma Onyankopɔn nkurɔfo atentan wɔn ho, na ama wɔn mu apaapae. Bere a Yohane kyerɛw ne nkrataa no, na nnipa bi a Satan suban no bi awura wɔn mu aba asafo no mu. Wɔn mu baako ne Diotrefe. Ná ɔde mpaapaemu kɛse aba asafo bi mu. (3 Yoh. 9, 10) Wɔn a akwankyerɛ kuw no soma wɔn ma wɔkɔsra asafo ahorow no, na ɔmfa obu ketekete sɛɛ mpo mma wɔn. Sɛ Diotrefe ne wɔn mu bi ani nhyia, na ohu sɛ onua bi agye wɔn kɔ ne fie a, na ɔyɛ nea obetumi biara sɛ obetu saa onua no afi asafo no mu. Wei kyerɛ sɛ na ɔyɛ aniammɔnho paa! Ɛnnɛ nso, Satan ani abere denneennen sɛ ɔbɛpaapae Onyankopɔn nkurɔfo mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adi wɔn so. Mommma yɛnntan yɛn nuanom da, na ankɔfa mpaapaemu amma yɛn mu. w21.01 11 ¶14

Dwoda, October 24

Sɛ wowie wɔn adansedi no a, akekaboa . . . no ne wɔn bɛko adi wɔn so nkonim na wakum wɔn.—Adi. 11:7.

Wiase ko a edi kan no mu no, esiane sɛ Onyankopɔn asomfo ankɔ ɔko no bi nti, Germany aban ne Britain aban tuu wɔn ani sii wɔn so tan wɔn ani. Afei nso, U.S. aban no de anuanom a na wodi asɛnka adwuma no anim no guu afiase. Ɔtaa a wɔde baa Onyankopɔn nkurɔfo so no maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 11:7-10 no baa mu. Afei, afe 1930 akyi no, atifi fam hene no tow hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a wanhu wɔn mmɔbɔ. Wiase ko a ɛto so mmienu no rekɔ so no na otuu n’ani sii wɔn so paa. Bere a Nasi aban no bedii Germany so no, Hitler ne n’akyidifo de wɔn nsa too adwuma a na Onyankopɔn nkurɔfo reyɛ no so. Atifi fam hene no kum Yehowa asomfo bɛyɛ 1,500, na ɔde wɔn mu mpempem koguu nneduaban mu. Atifi fam hene no de ne nsa too asɛnka adwuma no so. Nea ɔyɛe no ma ‘oguu kronkronbea no ho fĩ, na oyii daa afɔre no fii hɔ.’ (Dan. 11:30b, 31a) Hitler a na ɔyɛ ne kannifo no hyɛɛ bɔ mpo sɛ ɔbɛtɔre Onyankopɔn nkurɔfo ase wɔ Germany. w20.05 6 ¶12-13

Benada, October 25

Munnya onuadɔ mma mo ho, na obiara mpɛ ne yɔnko asɛm paa. Obiara nni kan mfa nidi mma ne yɔnko.—Rom. 12:10.

Sɛ yɛpɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm a, ɛremma yɛne wɔn nsi akan wɔ asafo no mu. Kae sɛ, Yonatan anyɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ osen Dawid, na wanhu Dawid sɛ obi a ɔne no repere ahenni no. (1 Sam. 20:42) Yɛn nyinaa yebetumi asuasua Yonatan. Yɛn nuanom Kristofo yɛ yɛn mfɛfo adwumayɛfo, enti sɛ wɔbɔ mmɔden wɔ biribi mu sen yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere wɔn anaa yɛne wɔn si akan. Mmom ɛsɛ sɛ ‘yefi ahobrɛase mu bu afoforo sɛ wɔkyɛn yɛn.’ (Filip. 2:3) Ma ɛntena w’adwenem sɛ, obi biara a ɔwɔ asafo no mu wɔ biribi a ebetumi aboa asafo no. Sɛ yɛammu yɛn ho antra so a, ɛbɛma yɛahu nneɛma pa a ɛwɔ yɛn nuanom Kristofo ho, na yɛasuasua wɔn nokwaredi. (1 Kor. 12:21-25) Sɛ yɛpɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm paa a, yɛboa ma baakoyɛ tena yɛne wɔn ntam. Afei nso, ɛma nkurɔfo hu sɛ yɛyɛ Yesu asuafo, na wei twetwe wɔn a wɔwɔ koma pa no ma wɔbɛsom Yehowa. Ne kɛse koraa ne sɛ, ɛma yɛhyɛ Yehowa a ɔyɛ “ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no anuonyam.—2 Kor. 1:3. w21.01 24 ¶14; 25 ¶16

Wukuda, October 26

Esiane sɛ monka wiase no ho . . . nti, wiase no tan mo.—Yoh. 15:19.

Ɛnnɛ, nkurɔfo mmu Yehowa Adansefo, na wodi yɛn ho fɛw sɛ yennim nyansa na yɛn so nni mfaso. Adɛn ntia? Efisɛ suban a nkurɔfo da no adi no, yɛnsosɔ so. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase na yɛayɛ osetie. Wiase no de, nnipa a wɔyɛ ahomaso, ahantan, ne wɔn a wɔtew atua na wɔsosɔ wɔn so. Afei nso, yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu, na yɛnkɔ sogya. Yɛnte sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no, enti wɔmfa yɛn nyɛ hwee. (Rom. 12:2) Ɛmfa ho sɛ wiase no bu yɛn sɛ yɛn so nni mfaso no, Yehowa nam yɛn so reyɛ nneɛma akɛse akɛse. Asɛnka adwuma a Yehowa nam ne nkurɔfo so reyɛ wɔ asase so no, ɛso bi mmae da. Ɛnnɛ, nsɛmma nhoma a Yehowa asomfo tintim no, wɔakyerɛ ase kɔ kasa pii mu sen nhoma biara, na nhoma biara nni hɔ a wɔakyekyɛ no pii te sɛ ɛno. Afei nso, wɔde Bible boa nnipa ɔpepem pii ma wɔn suban yɛ fɛ. Sɛ ɛnyɛ Yehowa a, anka yɛrentumi nyɛ nneɛma akɛse akɛse yi nyinaa. w20.07 15 ¶5-6

Yawda, October 27

Nea Agya no ahyɛ me sɛ menyɛ no, ɛno ara na mereyɛ.—Yoh. 14:31.

Yesu brɛ ne ho ase ma Yehowa, nanso ɛnkyerɛ sɛ n’adwenem mmuei anaa onnim hwee. Sɛnea na Yesu nkyerɛkyerɛ da fam na emu da hɔ no ma yehu sɛ n’adwenem abue paa. (Yoh. 7:45, 46) Yehowa nim sɛ Yesu wɔ nimdeɛ paa. Ɛno nti na bere a ɔrebɔ ɔsoro ne asase no, ɔmaa Yesu ne no boom yɛɛ adwuma no. (Mmeb. 8:30; Heb. 1:2-4) Afei nso efi bere a wonyan Yesu kɔɔ soro no, Yehowa de ‘tumi nyinaa ama no wɔ ɔsoro ne asase so.’ (Mat. 28:18) Ɛwom, Yesu wɔ nimdeɛ, na n’adwenem abue, nanso ɔda so di Yehowa akwankyerɛ so. Adɛn nti na ɔyɛ saa? Efisɛ ɔdɔ n’Agya. Yehowa nhyehyɛe a ɛne sɛ ɔbarima yɛ ne yere ti no, ɛnkyerɛ sɛ obu mmarima sɛ wɔn ho hia sen mmea. Yehowa ankasa ayɛ biribi a ɛma yehu saa. Ɛne sɛ, wɔn a Yehowa apaw wɔn sɛ wɔne Yesu nkodi hene wɔ soro no, mmea ne mmarima nyinaa ka ho. (Gal. 3:26-29) Yehowa gye ne Ba no di nti na ɔmaa no tumi no. Ɔbarima a ɔyɛ okunu pa nso, ɔbɛma ne yere kwan ama watumi ayɛ nneɛma bi. w21.02 11 ¶13-14

Fida, October 28

Wɔn a wɔamia wɔn ani agyina mu no, yɛka sɛ: “Wɔwɔ anigye.”—Yak. 5:11.

Onyankopɔn Asɛm te sɛ ahwehwɛ. Ɛboa yɛn ma yehu nneɛma bi a ɛnkɔ yiye wɔ yɛn ho, na ɛboa ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho. (Yak. 1:23-25) Ɛho nhwɛso ni. Yesua Onyankopɔn Asɛm a, ebia yebehu sɛ ɛho hia sɛ yɛhyɛ yɛn ho so bere a yɛn bo afuw. Ɛba saa a, Yehowa bɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛbɛda odwo adi bere a nkurɔfo ahyɛ yɛn abufuw anaa ɔhaw bi ato yɛn ama yɛn bo afuw no. Enti, yebetumi adwen yiye na yɛasisi gyinae pa. (Yak. 3:13) Wei ma yehu sɛ ehia paa sɛ yehu Bible mu yiye! Ɛyɛ a yɛtaa ka sɛ, “afotu nsakra nnipa gye sɛ nsɔhwɛ.” Enti ebinom di mfomso wie ansa na wɔasua biribi afi mu. Ɔkwan a ɛyɛ papa a yɛbɛfa so ahu nyansa ne sɛ, nea ebinom yɛe a esii wɔn yiye ne nea ebinom nso yɛe a ansi wɔn yiye no, ɛsɛ sɛ yesua biribi fi ne nyinaa mu. Ɛno nti na Yakobo hyɛ yɛn nkuran sɛ nnipa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu te sɛ Abraham, Rahab, Hiob, ne Elia no, yensua biribi mfi wɔn hɔ no. (Yak. 2:21-26; 5:10, 11, 17, 18) Sɔhwɛ a ɛtoo Yehowa asomfo anokwafo yi no, anka ebetumi asɛe wɔn anigye, nanso wotumi gyinaa mu. Sɛnea wotumi gyinaa sɔhwɛ mu no ma yehu sɛ, yɛn nso, sɛ sɔhwɛ to yɛn a, Yehowa bɛboa yɛn ama yɛatumi agyina mu. w21.02 29-30 ¶12-13

Memeneda, October 29

Adwentoatoa na ɛma nhyehyɛe gyina; fa akwankyerɛ pa kɔ wo ko.—Mmeb. 20:18.

Sɛ Bible adesua rekɔ so a, ɔkyerɛkyerɛfo no paa na ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔhwɛ sɛ osuani no te nea ɔresua fi Bible mu no ase. Sɛ obi ka sɛ wo ne no nkɔyɛ ne Bible adesua a, w’adwuma ne sɛ woyɛ ne boafo. (Ɔsɛnk. 4:9, 10) Ɛnde, dɛn pɔtee na wubetumi ayɛ de aboa ama adesua no akɔ yiye? Di kan siesie wo ho ma Bible adesua no. Ma ɔkyerɛkyerɛfo no nka osuani no ho asɛm kakra nkyerɛ wo ansa na moakɔ. Wubetumi abisa no sɛ: “Bible suani no te sɛn? Nea moresua no, ɛhe na moadu? Adesua a yɛrekɔyɛ no, dɛn na wopɛ sɛ wusi so dua? Adesua no rekɔ so a, biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ meyɛ, anaa biribi wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ meyɛ? Biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ meka, anaa biribi wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ meka? Dɛn na metumi ayɛ de ahyɛ osuani no nkuran ama wakɔ n’anim?” Ɛwom, ɔkyerɛkyerɛfo no renka osuani no kokoam nsɛm nkyerɛ wo, nanso ne ho nsɛm kakra a ɔbɛma woahu no betumi aboa. Ɔsɛmpatrɛwni bi a ɔde Joy kaa sɛ: “Sɛ me ne nea ɔne me nam no bɔ saa nkɔmmɔ no a, ɛboa ma n’ani gye me suani no ho, na ɛma ohu nea obetumi ayɛ ama adesua no akɔ yiye.” w21.03 9 ¶5-6

Kwasida, October 30

Sɛ wiase no tan mo a, monkae sɛ, atan me ansa na ɛretan mo.—Yoh. 15:18.

Ɛtɔ da a ade foforo a ɛma nkurɔfo tan yɛn ne sɛ, yɛde Onyankopɔn mmara bɔ yɛn bra. Nea wiase no bu no sɛ ɛyɛ papa ne bɔne no, ɛne Onyankopɔn de nhyia koraa. Wiase no abrabɔ aporɔw. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔbra fĩ ne abofonode a ɛkɔɔ so wɔ Sodom ne Gomora a ɛmaa Onyankopɔn sɛee wɔn no, ɛnnɛ nnipa pii yi wɔn anim ka sɛ wogye saa ɔbra fĩ no tom! (Yuda 7) Esiane sɛ yetie nea Bible ka na yɛnyɛ saa atantanne no bi nti, nkurɔfo pii serew yɛn na wɔka sɛ yɛn asɛm yɛ den dodo! (1 Pet. 4:3, 4) Sɛ nkurɔfo tan yɛn na wodidi yɛn atɛm a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so asom Yehowa? Ɛsɛ sɛ yegye di paa sɛ Yehowa bɛboa yɛn. Gyidi te sɛ ɔkyɛm. Enti yɛn gyidi betumi “adum ɔbɔnefo no mmɛmma a ɛredɛw no nyinaa.” (Efe. 6:16) Nanso ɛnyɛ gyidi nko ara na yehia. Yehia ɔdɔ nso. Adɛn ntia? Efisɛ ɔdɔ “bo nhaw no.” Nneɛma a ɛyɛ yaw mpo, ɔdɔ tɔ ne bo ase wɔ ho, na ɔdɔ tumi gyina ano. (1 Kor. 13:4-7, 13) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom Kristofo, ne ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn atamfo mpo bɛboa yɛn ma yɛatumi gyina ɔtan ano. w21.03 21 ¶3-4

Dwoda, October 31

Nyɛ ntɛm mfa abufuw, efisɛ nkwaseafo kokom na abufuw te.—Ɔsɛnk. 7:9.

Ɛtɔ da a, sɛ yɛanyɛ nneɛma bi a, ɛno mmom na ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ yɛn nuanom ka biribi na anyɛ yɛn dɛ a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn bo fuw. Wo de, aka kakra ama Yesu awu afi asase so no, hwɛ asɛm bi a esii. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, sɛ wobenya nkwa a, gye sɛ wodi ne honam na wɔnom ne mogya. (Yoh. 6:53-57) Ná asɛm no ano yɛ den paa, enti n’asuafo no pii san fii n’akyi. Nanso ne nnamfo paa no de, wɔansan amfi n’akyi; wɔkɔɔ so bataa no ho. Wɔante nea Yesu kae no ase, na ebetumi aba sɛ ɛmaa wɔn ho dwiriw wɔn mpo. Nanso Yesu nnamfo anokwafo no annya adwene sɛ wankasa yiye, na wɔamma n’asɛm no anhyɛ wɔn abufuw. Mmom wonyaa ne mu gyidi, efisɛ na wonim sɛ ɔka nokware. (Yoh. 6:60, 66-69) Wei ma yehu sɛ, sɛ yɛn nnamfo ka asɛm bi na anyɛ yɛn dɛ a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa na yɛamma yɛn bo amfuw wɔn. Mmom ɛsɛ sɛ yɛma wɔn kwan ma wɔkyerɛkyerɛ nea wɔkae no mu kyerɛ yɛn.—Mmeb. 18:13. w21.01 11 ¶13

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena