Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es22 kr. 108-118
  • November

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • November
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • Benada, November 1
  • Wukuda, November 2
  • Yawda, November 3
  • Fida, November 4
  • Memeneda, November 5
  • Kwasida, November 6
  • Dwoda, November 7
  • Benada, November 8
  • Wukuda, November 9
  • Yawda, November 10
  • Fida, November 11
  • Memeneda, November 12
  • Kwasida, November 13
  • Dwoda, November 14
  • Benada, November 15
  • Wukuda, November 16
  • Yawda, November 17
  • Fida, November 18
  • Memeneda, November 19
  • Kwasida, November 20
  • Dwoda, November 21
  • Benada, November 22
  • Wukuda, November 23
  • Yawda, November 24
  • Fida, November 25
  • Memeneda, November 26
  • Kwasida, November 27
  • Dwoda, November 28
  • Benada, November 29
  • Wukuda, November 30
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2022
es22 kr. 108-118

November

Benada, November 1

Sɛ obi bua asɛm ansa na wate emu nokware a, ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.—Mmeb. 18:13.

Esiane sɛ yennim Yona ho nsɛm nyinaa nti, anhwɛ a yebenya adwene sɛ na ɔyɛ obi a afoforo ntumi mfa wɔn ho nto no so, anaa mpo na ɔnyɛ ɔnokwafo. Yehowa somaa no sɛ ɔnkɔka n’atemmusɛm nkyerɛ Niniwefo. Nanso, Yona antie Yehowa, na mmom ɔkɔfaa hyɛn bi a na ɛrekɔ baabi foforo sɛ “ɔreguan Yehowa.” (Yona 1:1-3) Ɛyɛ wo a, anka wobɛsan asoma Yona sɛ ɔnkɔ Niniwe anaa? Ebia anka worenyɛ saa. Nanso Yehowa de, ohui sɛ obetumi asan asoma Yona. (Yona 3:1, 2) Yɛhwɛ mpae a Yona bɔe no a, ɛma yehu sɛnea na ɔte ankasa. (Yona 2:1, 2, 9) Yona bɔɔ Yehowa mpae mpɛn pii. Nanso mpae a ɔbɔe bere a na ɔwɔ apataa no yam no ma yehu no wɔ ɔkwan foforo so. Ɛmfa ho sɛ oguan adwuma a Yehowa de hyɛɛ ne nsa no, nsɛm a ɔkae wɔ ne mpae no mu no ma yehu sɛ na ɔbrɛ ne ho ase, ɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ, na na wasi ne bo sɛ obetie Yehowa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa amfa n’adwene ansi Yona mfomso so, na mmom otiee ne mpaebɔ, na ɔsan de no yɛɛ adwuma sɛ ne diyifo! Wei ma yehu sɛ, ɛho hia sɛ asafo mu panyin biara ‘te’ asɛm bi ase yiye ansa na ɔde afotu ama. w20.04 15 ¶4-6

Wukuda, November 2

[Paul] ne wɔn susuw Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ho, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu de adanse ahorow kyerɛe.—Aso. 17:2, 3.

Tete Kristofo no gyee Kristo nkyerɛkyerɛ no toom, na wɔmaa honhom kronkron boaa wɔn ma wɔtee Onyankopɔn Asɛm no ase. Wɔyɛɛ nhwehwɛmu, na ɛma wogye dii sɛ saa nkyerɛkyerɛ yi gyina Kyerɛwnsɛm no so. (Aso. 17:11, 12; Heb. 5:14) Nea ɛmaa wɔn gyidi yɛɛ den no, na ennyina sɛnea wɔte nka so. Afei nso, na ɛnyɛ sɛ wɔne wɔn nuanom Kristofo bɔ a wɔn ani gye ara nti na na wɔresom Yehowa. Mmom, wonyaa “Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ,” na ɛno na ɛmaa wɔn gyidi yɛɛ den. (Kol. 1:9, 10) Nokware a ɛwɔ Bible mu no nsesa. (Dw. 119:160) Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ yɛn nua Kristoni bi yɛ biribi ma ɛhaw yɛn anaa ɔyɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛno mma nokware a ɛwɔ Bible mu no nsesa. Sɛ yehyia ɔhaw nso a saa ara, ɛnsesa. Enti ɛsɛ sɛ yehu nea Bible kyerɛkyerɛ no yiye, na yegye di sɛ ɛyɛ nokware. Sɛ yegye di paa sɛ nea Bible kyerɛkyerɛ no yɛ nokware, na sɛ yehyia sɔhwɛ a, yɛn gyidi renhinhim. Ɛbɛyɛ te sɛ hyɛmma a wɔato no sɛkyɛ; sɛ ahum tu sɛ dɛn ara mpo a, ɛremfa no nkɔ. w20.07 9 ¶6-7

Yawda, November 3

Ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ dawuru, na yenni adanse frenkyemm.—Aso. 10:42.

Nea yɛyɛ de boa Yesu nuanom a wɔasra wɔn no, Yesu bu no sɛ nea yɛreyɛ ama no. (Mat. 25:34-40) Ɔkwan titiriw a yɛbɛfa so aboa Kristofo a wɔasra wɔn no ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho aboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ asuafo. Saa na Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ. (Mat. 28:19, 20) Sɛ “nguan foforo” no ammoa Kristo nuanom no a, wɔn nko ara rentumi nyɛ asɛnka adwuma a ɛnnɛ yɛreyɛ wɔ wiase baabiara no. (Yoh. 10:16) Sɛ woka nguan foforo no ho a, bere biara a wobɛyɛ asɛnka adwuma no bi no, woda no adi sɛ ɛnyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nko ara na wodɔ wɔn na mmom wodɔ Yesu nso. Ade foforo nso a yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛafa Yehowa ne Yesu nnamfo ne sɛ yebeyi sika de aboa adwuma a wɔrekyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no. (Luka 16:9) Ebi ne sɛ, yebetumi ayi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no. Yɛde ntoboa no bi boa yɛn nuanom a atoyerɛnkyɛm ato wɔn. Yebetumi ayi sika ma wɔde atuatua ɛka a wɔbɔ no asafo a yɛwom no. Afei nso, yehu sɛ yɛn nua bi ho akyere no a, yebetumi aboa no.—Mmeb. 19:17 w20.04 24 ¶12-13

Fida, November 4

Ɔremfa obu biara mma ne papanom Nyankopɔn. . . . Abannennen nyame no mmom na ɔbɛhyɛ no anuonyam.—Dan. 11:37, 38.

Saa nkɔmhyɛ yi baa mu. Atifi fam hene no ‘ammu ne papanom Nyankopɔn no.’ Dɛn na ɔyɛe? Ná Soviet Union no pɛ sɛ otu nyamesom ase, enti ɔyɛe sɛ obegye ɔsom ahorow a ɛwɔ hɔ nyinaa tumi afi wɔn nsam. Nea ɛbɛyɛ na Soviet aban no atumi ayɛ saa no, afe 1918 mu tɔnn na ɔhyɛɛ mmara a ɛbɛma wɔakyerɛkyerɛ wɔ sukuu ahorow mu sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ. Sɛn na saa atifi fam hene yi ‘hyɛɛ guankɔbea nyame no anuonyam’? Nea ɛbɛyɛ na Soviet Union no anya tumi kɛse no, ɔsɛee sika pii de tetee n’asraafo na ɔyɛɛ nuklea akode mpempem pii nso. Ewiee ase no, na atifi fam hene no ne anafo fam hene no anya akode bebree a wobetumi de akunkum nnipa ɔpepepem pii! Atifi fam hene no aboa anafo fam hene no ama wɔayɛ ade baako bi a ɛho hia wɔn paa; ‘wɔde akyide a ɛbɔ ɔman no asi hɔ’—Amanaman Nkabom no.—Dan. 11:31. w20.05 6-7 ¶16-17

Memeneda, November 5

‘Wo nua yi yerae na yɛahu no.’—Luka 15:32.

Henanom na wobetumi aboa ama yɛahwehwɛ wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no? Yɛn nyinaa, kyerɛ sɛ, asafo mu mpanyimfo, akwampaefo, abusuafo, ne adawurubɔfo. Wo busuani anaa w’adamfo bi agyae asɛnka kɔ anaa? Woahyia obi a wagyae asɛnka kɔ bere a woreyɛ afie afie asɛnka anaa woreyɛ baguam adansedi? Ka kyerɛ onii no sɛ, sɛ n’ani begye ho sɛ obi bɛsra no a, wo de ne telefon nɔma ne n’address bɛma asafo mu mpanyimfo no. Asafo mu panyin bi a ne din de Thomas ka sɛ: “Ade a midi kan yɛ ne sɛ, mibisa anuanom sɛ wonim baabi a wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no bi te seesei anaa. Anaa ɛyɛ a mibisa adawurubɔfo no sɛ wonim obi a wagyae asafo nhyiam ba anaa. Akyiri yi, sɛ mekɔsra anuanom a wɔagyae asɛnka kɔ no a, ɛyɛ a mibisa wɔn mma ne wɔn abusuafo ase. Wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no bi wɔ hɔ a, na wɔne wɔn mma ba asafo nhyiam, na ebia bere bi na saa mmofra no yɛ adawurubɔfo. Yebetumi aboa wɔn nso ama wɔasan aba Yehowa nkyɛn.” w20.06 24 ¶1; 25 ¶6-7

Kwasida, November 6

Mɛkae Yah nnwuma; anwonwadwuma a tete no woyɛe no, mɛkae.—Dw. 77:11.

Abɔde a ɛwɔ asase so nyinaa no, nnipa nkutoo na asɛm bi si a wotumi kae na wosusuw ho, na ɛma wosua biribi fi mu de bɔ wɔn bra. Ɛno nti, yebetumi asesa sɛnea yesusuw nneɛma ho ne sɛnea yɛbɔ yɛn bra na ama yɛn suban ayɛ fɛ. (1 Kor. 6:9-11; Kol. 3:9, 10) Nokwasɛm ne sɛ, yebetumi atete yɛn ahonim ama ahu nsonsonoe a ɛwɔ papa ne bɔne mu. (Heb. 5:14) Yebetumi asua sɛnea yɛbɛda ɔdɔ, ayamhyehye ne mmɔborɔhunu adi. Afei nso, sɛnea Yehowa ne nnipa di no yiye no, yebetumi asuasua. Ade baako a yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ sɛnea yetumi kae ade no ne sɛ, yɛbɛbɔ mmɔden akae biribiara a Yehowa yɛ de boaa yɛn ne sɛnea ɔkyekyee yɛn werɛ bere bi a atwam no. Wei bɛma yɛanya ahotoso sɛ daakye nso ɔbɛboa yɛn. (Dw. 77:12; 78:4, 7) Ade foforo a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛkae nneɛma pa a afoforo yɛ ma yɛn na yɛakyerɛ ho anisɔ. Wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu ahu sɛ nnipa a wɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ no ani taa gye. w20.05 23 ¶12-13

Dwoda, November 7

‘Suro Yehowa wo Nyankopɔn din kɛse a ɛyɛ hu no.’—Deut. 28:58.

Wo de susuw ho hwɛ. Bere a na Mose hyɛ abotan mu na ohuu sɛ Yehowa anuonyam retwam no, wohwɛ a sɛn na ɔtee nka? Ɛbɛyɛ sɛ ansa na Yesu reba asase so no, na onipa biara nhuu biribi a ɛyɛ nwonwa sei da! Ɛno akyi no, Mose tee asɛm bi. Ɛbɛyɛ sɛ ɔbɔfo bi na ɔkaa saa asɛm no. Ɔkaa sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo, nea ne bo kyɛ fuw na n’adɔe ne ne nokwaredi dɔɔso, oyi n’adɔe adi kyerɛ nnipa mpempem, na ɔde mfomso ne mmarato ne bɔne firi.” (Ex. 33:17-23; 34:5-7) Bere a Mose kaa asɛm a ɛwɔ ɛnnɛ daa asɛm no mu no, ɛbɛyɛ sɛ na nea esii no wɔ n’adwenem. Sɛ yesusuw Yehowa din ho a, ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea ɔte nso ho. Ɛsɛ sɛ yesusuw ne su ahorow te sɛ ne tumi, ne nyansa, n’atɛntrenee, ne ne dɔ nso ho. Sɛ yesusuw Yehowa su ahorow yi ne suban afoforo a ɔwɔ nso ho a, ɛbɛboa yɛn ama yɛabu no paa.—Dw. 77:11-15. w20.06 8-9 ¶3-4

Benada, November 8

Nea woasua na woagye adi sɛ ɛyɛ nokware no, kɔ so fa yɛ adwuma.—2 Tim. 3:14.

Yesu kaa sɛ ɔdɔ a n’asuafo bɛdodɔ wɔn ho no na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ wɔyɛ n’asuafo. (Yoh. 13:34, 35) Nanso ɛnyɛ ɛno nko, sɛ yɛn gyidi bɛyɛ den a, ɛho hia sɛ yɛyɛ nneɛma bi nso. Ɛnyɛ ɔdɔ a Onyankopɔn nkurɔfo dodɔ wɔn ho no nko ara na ɛsɛ sɛ ɛma yenya gyidi. Adɛn nti na yɛreka saa? Fa no sɛ yɛn nua Kristoni bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru; ebi mpo a na ɔyɛ asafo mu panyin anaa ɔkwampaefo. Anaa ebia onua anaa onuawa bi ayɛ ade ama ayɛ wo yaw. Anaa ebia onua anaa onuawa bi abɛyɛ ɔwaefo na ɔkasa tia nokware no. Sɛ nsɛm a ɛte saa sisi a, ɛbɛto wo hintidua ama woagyae Yehowa som anaa? Nea yesua fi mu ni: Sɛ nea afoforo yɛ nko ara na ɛma wunya Onyankopɔn mu gyidi, na ɛnyɛ wo ne Yehowa abusuabɔ a, ɛremma wo gyidi nyɛ den. Sɛnea wuhu Yehowa ne ne nkurɔfo betumi aboa wo ama woanya gyidi de, nanso ɛho hia paa nso sɛ woyere wo ho sua Bible, wote nea woresua no ase, na woyɛ nhwehwɛmu na ama woagye adi sɛ nea woresua afa Yehowa ho no yɛ nokware.—Rom. 12:2. w20.07 8 ¶2-3

Wukuda, November 9

Boa wɔn a wɔyɛ mmerɛw no.—Aso. 20:35.

Osuahu pii ma yehu sɛ abɔfo no boa yɛn ma yɛhwehwɛ wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ a wɔpɛ sɛ wɔsan ba Yehowa nkyɛn no. (Adi. 14:6) Ɛho nhwɛso bi ni. Silvio wɔ Ecuador, na ɔbɔɔ mpae denneennen srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no mma ɔnsan mmra asafo no mu. Bere a ogu so rebɔ mpae no, ɔtee sɛ obi rebɔ ne pon mu. Ná ɛyɛ asafo mu mpanyimfo mmienu. Mpanyimfo a wɔkɔsraa no no ani gyee ho paa sɛ wɔbɛboa no. Sɛ yɛboa wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no ma wɔsan ba Yehowa nkyɛn a, yɛn ani begye paa. Salvador yɛ ɔkwampaefo a n’ani ku wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no ho. Momma yɛnhwɛ nea ɔkae: “Ɛtɔ da a, m’ani tumi gye ara ma metew nisu. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ Yehowa nam me so agye ne guan a ɔda ne koma so afi Satan wiase no mu ama wasan aba ne nkyɛn.” Sɛ wo ne Yehowa nkurɔfo agyae bɔ a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa da so dɔ wo. Yehowa retwɛn sɛ wobɛsan aba, na ɔde anigye bɛma wo akwaaba aba fie. w20.06 29 ¶16-18

Yawda, November 10

Wode w’ani behu wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no.—Yes. 30:20.

Nea ɛbɛyɛ na yɛn “Kyerɛkyerɛfo Kunini” Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn no, wama yɛn nhwɛso wɔ n’Asɛm no mu. (Yes. 30:21) Bible ka nnipa bi a na wɔwɔ ahobrɛase ho asɛm. Sɛ yedwinnwen nea wɔyɛe no ho a, ɛboa yɛn ma yesua ahobrɛase. Afei nso, ebinom ammrɛ wɔn ho ase na ɛmaa asɛm too wɔn. Sɛ yɛhwɛ nea ɛtoo wɔn no a, yetumi sua biribi fi mu. (Dw. 37:37; 1 Kor. 10:11) Momma yensusuw nea ɛtoo Ɔhene Saul no ho. Ne mmeranteberem no, na ɔbrɛ ne ho ase, na na onim sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ. Bere bi mpo a na wɔrema no dibea no, ɔtwetwee ne ho. (1 Sam. 9:21; 10:20-22) Nanso bere rekɔ so no, ɔbɛyɛɛ ahantan. Obedii Hene no, ankyɛ na ofii ase daa saa suban bɔne yi adi. Bere bi wannya abotare antwɛn odiyifo Samuel, na ɔno ara bɔɔ ɔhyew afɔre no. Nanso na onni hokwan sɛ ɔyɛ saa. Nea Saul yɛe no nti, ɔhweree Yehowa anim dom na awiei koraa no ahenni no bɔɔ no. (1 Sam. 13:8-14) Nyansa wom sɛ yesua biribi fi nea ɛtoo Ɔhene Saul no mu na yɛanyɛ biribi a yenni hokwan sɛ yɛyɛ. w20.08 10 ¶10-11

Fida, November 11

Momfa obu mma wɔn a . . . wodi mo anim wɔ Awurade mu . . . no.—1 Tes. 5:12.

Ɛyɛ nokware sɛ Yehowa nam Yesu so ama yɛanya ‘nnipa a wɔyɛ akyɛde’ wɔ asafo no mu. (Efe. 4:8) ‘Nnipa a wɔyɛ akyɛde’ no bi ne Akwankyerɛ Kuw no mufo, Akwankyerɛ Kuw no aboafo, Baa Boayikuw mufo, amansin so ahwɛfo, wɔn a wɔkyerɛ ade wɔ asafo sukuu ahorow mu, asafo mu mpanyimfo ne asafo mu asomfo. Yehowa honhom na ɔde paw saa mmarima yi nyinaa sɛ wɔnhwɛ ne nguan a wɔsom bo ma no no so na wɔnhyɛ asafo no den. (1 Pet. 5:2, 3) Yehowa de ne honhom paw anuanom ma wɔyɛ nnwuma ahorow wɔ asafo no mu. Sɛnea nipadua akwaa ahorow te sɛ nsa ne nan yɛ adwuma ma nipadua no nya so mfaso no, anuanom a Yehowa de ne honhom paw wɔn no yɛ adwumaden ma asafo mũ no nyinaa nya so mfaso. Ɛnyɛ sɛ wɔpɛ sɛ afoforo kamfo wɔn nti na wɔyɛ adwumaden saa. Mmom wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ wɔn nuanom den. (1 Tes. 2:6-8) Yɛda Yehowa ase sɛ wama yɛn anuanom a wɔfata a wɔde afoforo ahiade di kan. w20.08 21 ¶5-6

Memeneda, November 12

‘Monkɔ nkɔyɛ asuafo.’—Mat. 28:19.

Ade baako a enti yɛka asɛmpa no ne sɛ, nnipa pii wɔ hɔ a “wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ” na ehia paa sɛ yɛka Ahenni no ho asɛmpa no kyerɛ wɔn. (Mat. 9:36) Yehowa pɛ sɛ nnipa ahorow nyinaa nya nokware no ho nimdeɛ. (1 Tim. 2:4) Sɛ yedwinnwen sɛnea asɛnka adwuma a yɛreyɛ no betumi agye nkurɔfo nkwa no ho a, ɛbɛka yɛn ama yɛayɛ adwuma no bi. Yɛboa nkurɔfo ma wonya nkwa. (Rom. 10:13-15; 1 Tim. 4:16) Afei nso yehia nneɛma a yɛde bɛyɛ asɛnka adwuma no, na ɛsɛ sɛ yehu sɛnea yɛde bɛyɛ adwuma yiye. Yesu de akwankyerɛ a emu da hɔ maa n’asuafo no. Ɔkyerɛɛ wɔn nneɛma a wɔmfa, baabi a wɔbɛka asɛm no, ne asɛm ko a wɔbɛka. (Mat. 10:5-7; Luka 10:1-11) Ɛnnɛ, Yehowa ahyehyɛde no ama yɛn Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ na ɛboa ma yetumi yɛ asɛnka adwuma no yiye. Afei nso, wɔkyerɛ yɛn sɛnea yɛde saa nnwinnade no bɛyɛ adwuma. Saa ntetee no boa ma yɛde akokoduru yɛ asɛnka adwuma no na yetumi kyerɛkyerɛ yiye.—2 Tim. 2:15. w20.09 4 ¶6-7, 10

Kwasida, November 13

Biribiara nni hɔ a ɛma m’ani gye sen eyi: Sɛ́ mɛte sɛ me mma da so ara nam nokware no mu.—3 Yoh. 4.

Bere a ɔsomafo Yohane tee sɛ wɔn a ɔboaa wɔn ma wohuu nokware no da so ara resom Yehowa nokwarem no, ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei paa. Na wɔte sɛ ne mma wɔ Yehowa som mu. Ɛwom sɛ wohyiaa ɔhaw pii de, nanso Yohane yeree ne ho sɛ ɔbɛhyɛ saa Kristofo anokwafo yi gyidi den. Saa ara na yɛn nso, sɛ yehu sɛ yɛn mma anaa wɔn a yɛaboa wɔn ama wɔahu nokware no ahyira wɔn ho so ama Yehowa na wɔkɔ so som no a, ɛma yɛn ani gye paa. (3 Yoh. 3) Bɛyɛ afe 98 Y.B. no, Yehowa de ne honhom kaa Yohane ma ɔkyerɛw nkrataa mmiɛnsa. Nea enti paa a ɔkyerɛw nkataa yi ne sɛ ɔde bɛhyɛ Kristofo anokwafo nkuran ama wɔakɔ so ahyɛ gyidi a wɔwɔ wɔ Yesu mu no den, na wɔakɔ so anantew nokware no mu. Sɛnea na akyerɛkyerɛfo atorofo resɛe ebinom gyidi wɔ asafo ahorow mu no, na ɛho asɛm haw Yohane paa. (1 Yoh. 2:18, 19, 26) Ná saa awaefo yi ka sɛ wonim Onyankopɔn, nanso na wonni Yehowa mmara so. w20.07 20 ¶1-3

Dwoda, November 14

Munnye Onyankopɔn nni; me nso, munnye me nni.—Yoh. 14:1.

Yegye asɛm a yɛka no di, enti yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛka ho asɛm akyerɛ nnipa dodow biara a yebetumi. Bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, yɛwɔ mu gyidi. (Dw. 119:42; Yes. 40:8) Yɛahu sɛ Bible nkɔmhyɛ pii anya mmamu wɔ yɛn bere yi so. Afei nso yɛahu sɛ, sɛ nkurɔfo fi ase de Bible afotu bɔ wɔn bra a, esi wɔn yiye. Nea yɛaka yi nyinaa ma yenya awerɛhyem sɛ, Ahenni ho asɛm a yɛreka no, ɛno ne asɛm a ɛsɛ sɛ obiara te. Afei nso, yegye Yehowa di; ɔno na ose yɛnka asɛm no. Afei nso, yegye Yesu di; ɔno na Yehowa apaw no sɛ ɔnyɛ Ahenni no so Hene. Ɛmfa ho nea ɛbɛto yɛn biara no, Yehowa bɛkɔ so ayɛ yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden. (Dw. 46:1-3) Afei nso, yɛwɔ ahotoso sɛ Yesu wɔ soro na ɔredi asɛnka adwuma no anim, na ɔde tumi a Yehowa de ama no no reboa yɛn. (Mat. 28:18-20) Gyidi a yɛwɔ no ma yehu paa sɛ Yehowa behyira adwuma a yɛreyɛ no so. w20.09 12 ¶15-17

Benada, November 15

Adepa na wayɛ ama me. . . . Wayɛ nea obetumi.—Mar. 14:6, 8.

Ɛtɔ da a, anuanom mmea hyia ɔhaw bi. Ɛba saa a, ɛho behia sɛ obi ka wɔn asɛm ma wɔn. (Yes. 1:17) Ɛho nhwɛso ni. Sɛ obi yɛ okunafo anaa n’aware agu a, ebia obehia obi a ɔbɛboa no ama wayɛ nneɛma bi a na ne kunu taa yɛ. Ebia onuawa bi a ne mfe akɔ anim nso behia obi a ɔbɛka ne ho ama wakohu adɔkotafo. Sɛ onuawa bi yɛ ɔkwampaefo a ɔboa ma wosisi adan a wɔde yɛ Yehowa som adwuma, na sɛ ɛno nti ontumi nkɔ asɛnka sɛnea akwampaefo a wɔaka no yɛ, na sɛ afoforo keka ne ho nsɛm a, ebia obehia obi a ɔbɛka n’asɛm ama no. Yɛnhwɛ nea Yesu yɛe na yensuasua. Bere a nkurɔfo kasa tiaa mmea a wɔsom Onyankopɔn no, Yesu kaa bi maa wɔn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a Marta kasa tiaa Maria no, Yesu kaa bi maa Maria. (Luka 10:38-42) Bere foforo nso, bere a nkurɔfo kasa tiaa Maria sɛ wanyɛ n’ade nyansam no, Yesu kaa bi maa no. (Mar. 14:3-9) Yesu huu adwene a Maria de yɛɛ saa no na ɔkamfo no. Ɔkaa mpo sɛ “baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa no,” wɔbɛka adepa a Maria yɛe yi ho asɛm. w20.09 24 ¶15-16

Wukuda, November 16

Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no. Munyi mo yam nhwɛ wɔn so mma Onyankopɔn, ɛnyɛ amemenemfe so.—1 Pet. 5:2.

Ná oguanhwɛfo pa biara nim sɛ ne guan betumi ayera. Enti sɛ ɛkɔba sɛ oguan bi yera a, na ɔnyɛ no basabasa. Tete no, Yehowa asomfo binom gyidi hinhimii kakra. Momma yɛnhwɛ nea Onyankopɔn yɛ de boaa wɔn. Bere a Yehowa somaa odiyifo Yona no, oguanee. Nanso, Yehowa annyae Yona akyi di. Sɛnea oguanhwɛfo pa yɛ no, Yehowa gyee no na ɔboaa no ma onyaa ahoɔden a ɔde bɛyɛ adwuma a ɔde hyɛɛ ne nsa no. (Yona 2:7; 3:1, 2) Akyiri yi, Onyankopɔn nam kɔntoa dua so boaa Yona ma ohui sɛ onipa biara nkwa som bo. (Yona 4:10, 11) Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Sɛ obi gyae asɛnka kɔ a, ɛnsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo gyae n’akyi di. Mmom, asafo mu mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wobehu nea ɛmaa onii no twee ne ho fii asafo no ho. Sɛ saa onua no san ba Yehowa nkyɛn a, mpanyimfo no yɛ nneɛma bi ma ohu sɛ wɔdɔ no na wodwen ne ho. w20.06 20-21 ¶10-12

Yawda, November 17

Wɔbɛboa wɔn kakra.—Dan. 11:34.

Bere a Soviet Union no gui afe 1991 akyi no, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ aman a na Soviet Union no di wɔn so no nyaa “mmoa kakra” anaa ahofadi kakra. Wei nti, wotumi kaa asɛmpa no a biribiara ansiw wɔn kwan, na aman a na wɔka Soviet Union no ho no, ankyɛ na wonyaa adawurubɔfo mpempem wɔ hɔ. Nanso mfe bi akyi no, Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no bɛyɛɛ atifi fam hene no. Sɛnea yesusuw ho wɔ adesua a edi wei anim no, aban a ɛbɛyɛ atifi fam hene anaa anafo fam hene no, ɛsɛ sɛ yehu nneɛma mmiɛnsa yi wɔ ne ho: (1) obedi tumi wɔ aman a Onyankopɔn nkurɔfo dɔɔso wɔ hɔ so anaa ɔbɛtan wɔn ani, (2) nea ɔbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ ɔtan Yehowa ne ne nkurɔfo, (3) ɔne ɔhene a ɔyɛ ne tamfo no bɛko. Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no atu wɔn ani asi Onyankopɔn nkurɔfo so, na wɔde wɔn nsa ato yɛn asɛnka adwuma no so. Afei nso, wɔde ɔtaa aba anuanom mpempem pii so. Nea wɔreyɛ yi kyerɛ sɛ wɔtan Yehowa ne ne nkurɔfo. Bio nso, wɔreyɛ nea wobetumi biara sɛ wobenya tumi asen Britain ne Amerika a wɔyɛ anafo fam hene no. w20.05 12-13 ¶3-4

Fida, November 18

Ma w’ani nku wo nkyerɛkyerɛ ho daa.—1 Tim. 4:16.

Sɛ obi betumi abɛyɛ osuani a, sɛnea yɛkyerɛkyerɛ no ka ho bi, enti yɛpɛ sɛ yɛma yɛn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn. Da biara, yɛde nokware a ɛwɔ Bible mu no kyerɛkyerɛ nnipa ɔpepem pii. Yɛn ani gye Onyankopɔn Asɛm a yɛde kyerɛkyerɛ nkurɔfo no ho. Enti sɛ yɛreka ho asɛm akyerɛ afoforo a, anhwɛ a yɛbɛkasa pii. Nanso sɛ obi rehwɛ Ɔwɛn-Aban Adesua anaa Asafo Bible Adesua so anaa ɔne obi reyɛ Bible adesua a, ɛnsɛ sɛ ɔkasa pii. Nea ɛbɛyɛ a yɛbɛma Bible no akasa no, sɛ yɛrekyerɛkyerɛ nkurɔfo a ɛnsɛ sɛ yɛkasa pii. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ nea yenim fa Bible mu asɛm bi ho nyinaa ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ mu. (Yoh. 16:12) Fa Bible mu nimdeɛ a na wowɔ bere a wobɔɔ asu no toto nimdeɛ a wowɔ seesei no ho hwɛ. Bible nkyerɛkyerɛ a ɛsɛ sɛ obi sua ansa na wabɔ asu no, saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno nko ara na na wunim. (Heb. 6:1) Nneɛma a wunim seesei no, wode mfe pii na esuae. Enti sɛ afei na obi resua Bible a, ɛnsɛ sɛ wokyerɛ no biribiara prɛko pɛ. w20.10 14-15 ¶2-4

Memeneda, November 19

‘Oyi ne kapenta no, Maria ba no.’—Mar. 6:3.

Awofo a na wobetumi ahwɛ Yesu yiye na Yehowa de no hyɛɛ wɔn nsa. (Mat. 1:18-23; Luka 1:26-38) Nsɛm a Maria kae a ɛwɔ Bible mu no ma yehu sɛ na ɔdɔ Yehowa paa, na na n’ani gye n’Asɛm ho. (Luka 1:46-55) Afei nso, sɛnea Yosef dii Yehowa akwankyerɛ so no ma yehu sɛ na osuro Onyankopɔn na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea ɛsɔ n’ani. (Mat. 1:24) Hyɛ no nsow sɛ awofo a Yehowa de Yesu hyɛɛ wɔn nsa no, na wɔnyɛ asikafo. Bere a wɔwoo Yesu no, afɔre a Yosef ne Maria bɔe no ma yehu sɛ na wɔyɛ ahiafo. (Luka 2:24) Ɛbɛyɛ sɛ na wonni sika anaa nneɛma pii na bere a wɔwoo mma bɛyɛ nson ma abusua no yɛɛ kɛse no, na ɛbɛma nneɛma mu ayɛ den kakra. (Mat. 13:55, 56) Yehowa bɔɔ Yesu ho ban fii nneɛma bi a na ebetumi apira no ho, nanso ɛnyɛ ɔhaw a ne ba no hyiae nyinaa na ogyee no fii mu. (Mat. 2:13-15) Ɛho nhwɛso ne sɛ mfiase no, Yesu abusuafo no bi annye no anni sɛ ɔno ne Mesia no. (Mar. 3:21; Yoh. 7:5) Afei nso, ɛbɛyɛ sɛ bere a Yosef wui no na Yesu yɛ aberantewa, na na ɛnyɛ mmerɛw mma no. w20.10 26-27 ¶4-6

Kwasida, November 20

Merennyaw wo da, na merennan m’akyi nkyerɛ wo da biara da.—Heb. 13:5.

Woahyia ɔhaw bi ama woate nka sɛ aka wo nko ara na obiara nni hɔ a ɔbɛboa wo ama woagyina ano anaa? Nnipa pii ate nka saa pɛn, na Yehowa asomfo anokwafo mpo ka ho. (1 Ahe. 19:14) Sɛ asɛm a ɛte saa to wo a, kae Yehowa bɔhyɛ yi: “Merennyaw wo na merempa wo nso da.” Enti yebetumi de ahotoso aka sɛ: “Yehowa ne me boafo; merensuro.” (Heb. 13:5, 6) Bɛyɛ afe 61 Y.B. na ɔsomafo Paul kyerɛw nsɛm yi kɔmaa ne nuanom Kristofo a na wɔwɔ Yudea no. Nsɛm a ɔkae no kae yɛn nea odwontofo no kyerɛwee wɔ Dwom 118:5-7 no. Sɛnea Yehowa boaa odwontofo no, ɔboaa Paul nso mpɛn pii, enti na onim sɛ Yehowa yɛ ne boafo. Nhwɛso baako ne sɛ, bɛboro mfe mmienu ansa na Paul rekyerɛw krataa akɔma Hebrifo no, ɔde po so hyɛn tuu kwan maa ahum bi a ano yɛ den tui wɔ po no so. (Aso. 27:4, 15, 20) Ansa na Paul rebetu kwan, ne n’akwantu no mu nyinaa, Yehowa boaa no wɔ akwan pii so. w20.11 12 ¶1-2

Dwoda, November 21

Nka sɛ, “Adɛn nti na kan nna no ye sen nnɛ?”—Ɔsɛnk. 7:10.

Adɛn nti na ɛnyɛ papa sɛ yɛde bɛhyɛ yɛn adwenem sɛ na nneɛma kɔ yiye kan no sen nnɛ? Anigyina betumi ama yɛakae nneɛma pa a esii bere bi a atwam no nko ara. Momma yensusuw tete Israelfo no ho nhwɛ. Bere a wofii Egypt no, ankyɛ koraa na wɔn werɛ fii sɛ kan no na wohu amane paa. Nnuan pa a na wonya di wɔ Egypt no, ɛno mmom na wɔde wɔn adwene sii so. Wɔkaa sɛ: “Hwɛ sɛnea yɛakae nsunam a yɛwee no kwa wɔ Egypt ne ɛfere ne anamuna ne nnuadewa ne gyeene ne galik!” (Num. 11:5) Nanso yemmisa sɛ, ɛyɛ ampa paa sɛ wodii saa nnuan yi “kwa” anaa? Daabi. Israelfo no huu amane saa bere no paa. Egyptfo no hyɛɛ wɔn so de wɔn yɛɛ nkoadwuma. (Ex. 1:13, 14; 3:6-9) Wei nyinaa akyi no, wɔn werɛ fii wɔn amanehunu na wɔn ani gyinaa wɔn kan asetena no. Sɛ́ anka wɔde wɔn adwene besi nneɛma pa a na Yehowa ayɛ ama wɔn no so no, wɔde wɔn adwene sii sɛnea na nneɛma kɔ yiye ma wɔn kan no so. Yehowa ani annye suban a wɔdaa no adi no ho.—Num. 11:10. w20.11 25 ¶5-6

Benada, November 22

Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn abam abu.—Dw. 34:18.

Ɛtɔ da a, sɛnea yɛn nkwa nna yɛ tiaa na ‘ɔhaw ahyɛ mu’ mã no, ɛbɛma yɛadwinnwen. (Hiob 14:1) Enti sɛ ɛtɔ da na yɛn abam bu a, ɛnyɛ nwonwa. Tete no, Yehowa asomfo pii nso tee nka saa ara. Wɔn mu bi mpo de, na wɔpɛ sɛ wowu. (1 Ahe. 19:2-4; Hiob 3:1-3, 11; 7:15, 16) Nanso Yehowa, Onyankopɔn a wɔde wɔn ho too no so no kyekyee wɔn werɛ, na ɔhyɛɛ wɔn den bere nyinaa. Wɔkyerɛw wɔn ho nsɛm too hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkyekye yɛn werɛ na yɛasua biribi afi mu. (Rom. 15:4) Yɛnhwɛ Yakob ba Yosef. Bere tiaa mu no, Yosef a na ɔda ne papa koma so no asetena sesãe koraa. Ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Egyptfo ahemfie panyin bi a ɔsom bosom fie. (Gen. 37:3, 4, 21-28; 39:1) Afei Potifar yere twaa atoro too Yosef so sɛ ɔpɛ sɛ ɔto no mmonnaa. Potifar anhwehwɛ asɛm no mu koraa na ɔma wɔde Yosef kɔtoo afiase, na wɔde nnade guu ne nan ne ne nsa. (Gen. 39:14-20; Dw. 105:17, 18) Akyinnye biara nni ho sɛ, na wei bɛma Yosef abam abu paa! w20.12 16-17 ¶1-4

Wukuda, November 23

Wo din ho ntew.—Mat. 6:9.

Nneɛma a ɛho hia paa a Yesu kaa sɛ yɛmmɔ ho mpae no, wei yɛ emu baako. Nanso, asɛm a Yesu kae no kyerɛ sɛn? Sɛ́ wɔbɛtew biribi ho no kyerɛ sɛ, wɔbɛyɛ no kronkron, anaa wɔremma efi biara mmma ho. Nanso ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Yehowa de, sɛ́ ne din yɛ kronkron dedaw na efi biara nni ho, enti ɛbɛyɛ dɛn na ɛho asan atew?’ Sɛ yebenya asɛmmisa yi ho mmuae a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ edin wɔ hɔ yi, ɛkyerɛ nneɛma pii. Edin nyɛ asɛm bi a yɛbɔ kɛkɛ anaa yɛkyerɛw wɔ krataa so. Bible ka sɛ: “Din pa na ɛsɛ sɛ wɔpaw, na ɛnyɛ ahonyade pii.” (Mmeb. 22:1; Ɔsɛnk. 7:1) Adɛn nti na edin ho hia saa? Efisɛ ɛma yehu sɛnea obi te, kyerɛ sɛ, sɛnea afoforo hu onii a edin no da no so no. Enti ɛnyɛ sɛnea wɔkyerɛw din bi anaa sɛnea wɔbɔ no no na ehia, mmom nea ehia paa ne nea ɛba nkurɔfo adwenem bere a wɔate anaa wɔahu saa din no. Sɛ nkurɔfo ka atosɛm fa Yehowa ho a, na nea wɔreyɛ ne sɛ, wɔpɛ sɛ afoforo nya ne ho adwene a ɛnteɛ. Sɛ wɔkeka nsɛm a ɛte saa a, na wɔpɛ sɛ wɔsɛe Onyankopɔn din. w20.06 3 ¶5-7

Yawda, November 24

Mabotow dodo; O Yehowa, mise, enkosi da bɛn?—Dw. 6:3.

Sɛ ɔhaw hyɛ yɛn so boro so a, yebetumi adwen ara ma yɛn adwene atu afra. Ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ, yɛrennya sika a yɛde bɛtotɔ nneɛma a yehia. Anaa yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ, anhwɛ a na yɛayare, na yɛantumi ankɔ adwuma anaa ebia na yɛn adwuma afi yɛn nsa. Ɛtɔ da nso a, ebetumi ayɛ yɛn sɛ, sɛ biribi sɔ yɛn hwɛ a, yebebu Onyankopɔn mmara so. Yenim sɛ ɛrenkyɛ, Satan bɛma wɔn a wodi n’akyi no atow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so, enti nea yɛbɛyɛ saa bere no ho adwinnwen betumi agyaw yɛn tipae. Wei nyinaa nti, ebia yebebisa sɛ, ‘Ɛyɛ bɔne sɛ medwinnwen saa nneɛma no ho anaa?’ Yenim sɛ Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Munnyae sɛ mudwinnwen.” (Mat. 6:25) Nea Yesu kae no, na ɔrepɛ akyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yedwinnwen biribiara ho koraa? Daabi! Kae sɛ, Yehowa asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no mpo, adwinnwen bɛtɔɔ ebinom so. Nanso Yehowa kɔɔ so gyee wɔn toom. (1 Ahe. 19:4) Nea ɛte ne sɛ, na Yesu rema yɛanya awerɛhyem. Ná ɔmpɛ sɛ yɛde nneɛma a yehia wɔ asetenam no haw yɛn ho pii, anyɛ saa a, ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no bɛbrɛ ase. w21.01 3 ¶4-5

Fida, November 25

Ɔbea nso ti ne ɔbarima.—1 Kor. 11:3.

Sɛnea ɔbarima ne n’abusua bɛtena no, obebu ho akontaa akyerɛ Yehowa ne Yesu nyinaa. (1 Pet. 3:7) Yehowa na odi nnipa ne abɔfo nyinaa so, enti ɔwɔ tumi sɛ ɔhyɛ mmara ma wɔn ma wohu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra, na obetumi ahwɛ ama wɔde ayɛ adwuma. (Yes. 33:22) Yesu na ɔyɛ Kristofo asafo no ti, enti ɔno nso wɔ tumi sɛ ɔhyehyɛ mmara ma asafo no na ɔhwɛ ma ɛyɛ adwuma. (Gal. 6:2; Kol. 1:18-20) Sɛnea Yehowa ne Yesu wɔ tumi sɛ wɔhyɛ mmara no, saa ara na abusua ti a ɔyɛ Kristoni wɔ tumi sɛ ɔhyɛ mmara anaa osi gyinae ma n’abusua. (Rom. 7:2; Efe. 6:4) Nanso ne tumi no wɔ baabi a ekodu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, mmara a ɔbɛhyɛ biara, ɛsɛ sɛ egyina Onyankopɔn Asɛm so. (Mmeb. 3:5, 6) Obi yɛ abusua ti a, onni tumi sɛ ɔhyehyɛ mmara ma wɔn a wonni n’abusua mu. (Rom. 14:4) Afei nso, ne mma nyin na wɔtew wɔn ho a, wɔbɛkɔ so ara de obu ama no, nanso onni wɔn so tumi bio.—Mat. 19:5. w21.02 2-3 ¶3-5

Memeneda, November 26

‘Hwɛ wo ara wo nkurɔfo.’—1 Tim. 5:8.

Sɛ obi yɛ abusua ti a, ade baako paa a obetumi ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ n’abusua ne sɛ ɔbɛma wɔn honam fam nneɛma a wohia. Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ, honam fam nneɛma rentumi mma n’abusua no ne Yehowa ntam nyɛ papa. (Mat. 5:3) Bere a Yesu sɛn asɛndua no so a ɔrewu mpo no, na ɔpɛ sɛ Maria nya obi a ɔbɛhwɛ no. Ɔyaw a na Yesu refa mu no, na ɛnyɛ asɛm ketewa, nanso ne nyinaa akyi no, ɔka kyerɛɛ ɔsomafo Yohane sɛ ɔnhwɛ Maria mma no. (Yoh. 19:26, 27) Sɛ onua bi yɛ abusua ti a, ebetumi aba sɛ nnwuma pii a ɛho hia gu no so. Sɛ ɔkɔ adwuma a, ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ne suban pa no bɛhyɛ Yehowa anuonyam. (Efe. 6:5, 6; Tito 2:9, 10) Asafo no mu nso, ebia ɔyɛ nnwuma pii. Ebi ne sɛ ɔbɛsrasra anuanom ahyɛ wɔn nkuran, na ɔde nsi ne ahokeka ayɛ asɛnka adwuma no bi. Wei nyinaa da nkyɛn a, ɛho hia sɛ ɔne ne yere ne ne mma sua Bible daa. Sɛ ɔyɛ saa a, ne yere ne ne mma bɛda no ase paa sɛ ɔboa wɔn ma wonya apɔwmuden, wɔn ani gye, na wɔkɔ so som Yehowa.—Efe. 5:28, 29; 6:4. w21.01 12 ¶15, 17

Kwasida, November 27

[Ɔyere pa hwɛ] ne fifo adwuma so.—Mmeb. 31:27.

Onyankopɔn Asɛm ma yehu nneɛma bi a ɔyere pa tumi yɛ. Otumi hwɛ fie, otumi totɔ nsase tɔn, na otumi nso di gua. (Mmeb. 31:15, 16, 18) Ɔnyɛ afenaa a ontumi nkyerɛ n’adwene wɔ biribi ho. Mmom ne kunu gye no di, na ɔkyerɛ n’adwene a otie. (Mmeb. 31:11, 26) Sɛ ɔbarima yɛ saa nneɛma yi de kyerɛ sɛ obu ne yere a, ɛbɛma ne yere de anigye abrɛ ne ho ase ama no. Nneɛma akɛse a Yesu ayɛ nyinaa akyi no, ommu no sɛ ɛyɛ animtiaabu sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama Yehowa. (1 Kor. 15:28; Filip. 2:5, 6) Enti ɔyere pa a osuasua Yesu no, ommu no sɛ ɛyɛ animtiaabu sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama ne kunu. Ɛnyɛ dɔ a ɔdɔ ne kunu nko ara nti na ɔboa no, na mmom ɔdɔ ne obu a ɔwɔ ma Yehowa ntia. Nanso Kristoni bea warefo a ɔbrɛ ne ho ase no, nneɛma bi wɔ hɔ a ɔrenyɛ. Ɛne sɛ, sɛ ne kunu ka sɛ ɔnyɛ biribi a etia Bible mmara ne emu nnyinasosɛm a, ɔrenyɛ. w21.02 11 ¶14-15; 12 ¶19

Dwoda, November 28

Amanehunu de animia ba.—Rom. 5:3.

Ɔdɔ a Yehowa asomfo wɔ ma no nti, bere biara a nkurɔfo bɛtan wɔn ani no, wotumi gyina ano. Ɛho nhwɛso ni. Ná Yudafo asɛnnibea kunini no wɔ tumi paa, nanso bere a wɔhyɛɛ asomafo no sɛ wonnyae asɛmpa no ka no, ɔdɔ a asomafo no wɔ ma Onyankopɔn nti, wɔkɔɔ so ‘tiee Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.’ (Aso. 5:29; 1 Yoh. 5:3) Ɛnnɛ nso, ɔdɔ a emu yɛ den a yɛn nuanom Kristofo wɔ ma Onyankopɔn no hyɛ wɔn den. Enti ɛwom sɛ aban a wɔwɔ tumi na wɔn tirim yɛ den retan anuanom pii ani de, nanso wɔda so redi Yehowa nokware. Sɛ wiase no tan yɛn a, yɛn aba mu mmu. Mmom yɛde anigye gyina mu. (Aso. 5:41; Rom. 5:4, 5) Sɛ yɛn abusuafo tan yɛn ani a, ebetumi ayɛ den paa sɛ yebegyina ano. Sɛ yɛn abusuafo hu sɛ yɛafi ase resua Yehowa ho ade a, wɔn mu bi adwene bɛyɛ wɔn sɛ nkurɔfo redaadaa yɛn. Ebinom nso bɛfa no sɛ yɛn adwene nyɛ adwuma. (Fa toto Marko 3:21 ho.) Ebia wɔbɛyɛ yɛn ayayade mpo. Sɛ wɔtan yɛn ani saa a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. Yesu kaa sɛ: “Obi ankasa fiefo na wɔbɛyɛ n’atamfo.”—Mat. 10:36. w21.03 21 ¶6-7

Benada, November 29

Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm; mma ɔmmpere ne ho nnkasa.—Yak. 1:19.

Sɛ wo ne ɔdawurubɔfo bi kɔyɛ ne Bible adesua a, nea ɔkyerɛkyerɛfo no ne osuani no bɛka nyinaa, tie no yiye. Wutie no yiye a na wubehu baabi a ɛsɛ sɛ woba mu. Nanso ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye kakra. Ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ worenkasa pii. Afei nso sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no rekyerɛkyerɛ asɛm bi mu a, nnye nkɔfa baabi foforo, na nkɔfa nsɛm foforo a ɛmfa adesua no ho mmɛfra mu. Mmom wubetumi aka biribi kakra, woama mfatoho tiatiaa bi, anaa woabisa asɛm bi a ɛbɛboa osuani no ama wate nea moresua no ase yiye. Ɛtɔ da a nea moresua no, worennya pii nka wɔ ho, nanso sɛ wokamfo osuani no na woma ohu sɛ wudwen ne ho a, ɛbɛboa no ama wanya nkɔso. Sɛ ɛrenhaw adwene a, wubetumi de bere tiaa bi aka nea ɛyɛe a wubehuu nokware no akyerɛ osuani no, anaasɛ wubetumi aka ɔkwan a wofaa so dii ɔhaw bi so anaa sɛnea Yehowa aboa wo. (Dw. 78:4, 7) Ebia osuani no hia osuahu bi te sɛ wo de no na aboa no. Ebetumi ahyɛ ne gyidi den anaa ebetumi ahyɛ no nkuran ama wanya nkɔso abɔ asu. w21.03 10 ¶9-10

Wukuda, November 30

‘Monyɛ aman nyinaa m’asuafo.’—Mat. 28:19.

Adepa biara a ebefi yɛn asɛnka adwuma no mu aba no, hena paa na ɛsɛ sɛ yɛde nkamfo no ma no? Krataa a Paul kyerɛw kɔmaa Korintofo asafo no, ɔmaa saa asɛm yi ho mmuae wom. Ɔkaa sɛ: “Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, nanso Onyankopɔn na ɔma enyinii; enti ɛnyɛ nea odua na ɔyɛ biribi na ɛnyɛ nea ogugu so nsu nso, na mmom Onyankopɔn a ɔma enyin no.” (1 Kor. 3:6, 7) Sɛnea Paul yɛe no, adepa biara a ebefi yɛn asɛnka adwuma mu aba no, ɛsɛ sɛ yɛde nkamfo no ma Yehowa. Hokwan a yɛanya ne Onyankopɔn, Kristo, ne abɔfo ‘abom reyɛ adwuma’ no, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ ho anisɔ? (2 Kor. 6:1) Nea yebetumi ayɛ ne sɛ, yɛbɛyere yɛn ho ahwehwɛ hokwan biara de aka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Enti ɛnsɛ sɛ yegu nokware aba no kɛkɛ, na mmom ɛsɛ sɛ yegugu so nsu nso. Sɛ obi kyerɛ sɛ n’ani gye asɛmpa no ho a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara san kɔ onii no nkyɛn. Nea enti a yɛyɛ saa ne sɛ, yɛpɛ sɛ yɛne no fi Bible adesua ase. Sɛ yɛne Bible suani no kɔ so sua ade na yehu sɛ Yehowa reboa no ama wayɛ nsakrae wɔ sɛnea osusuw nneɛma ho ne sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho a, ɛma yɛn ani gye. w20.05 30 ¶14, 16-18

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena