Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es22 kr. 118-128
  • December

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • December
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • Yawda, December 1
  • Fida, December 2
  • Memeneda, December 3
  • Kwasida, December 4
  • Dwoda, December 5
  • Benada, December 6
  • Wukuda, December 7
  • Yawda, December 8
  • Fida, December 9
  • Memeneda, December 10
  • Kwasida, December 11
  • Dwoda, December 12
  • Benada, December 13
  • Wukuda, December 14
  • Yawda, December 15
  • Fida, December 16
  • Memeneda, December 17
  • Kwasida, December 18
  • Dwoda, December 19
  • Benada, December 20
  • Wukuda, December 21
  • Yawda, December 22
  • Fida, December 23
  • Memeneda, December 24
  • Kwasida, December 25
  • Dwoda, December 26
  • Benada, December 27
  • Wukuda, December 28
  • Yawda, December 29
  • Fida, December 30
  • Memeneda, December 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2022
es22 kr. 118-128

December

Yawda, December 1

Nea n’adwenem yɛ no naa no te sɛ po asorɔkye a mframa de no di akɔneaba.—Yak. 1:6.

Ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛte Bible mu asɛm bi ase. Anaa ebia yɛabɔ Yehowa mpae, nanso wammua no sɛnea yɛpɛ. Wei betumi ama yɛn adwenem ayɛ yɛn nãã. Sɛ yebu yɛn ani gu so na yɛanyɛ ho hwee a, ebetumi ama yɛn gyidi ayɛ mmerɛw, na asɛe yɛne Yehowa adamfofa no. (Yak. 1:7, 8) Ebetumi mpo ama anidaso a yɛwɔ sɛ yebenya nhyira daakye no asa. Ɔsomafo Paul de anidaso a yɛwɔ no toto sɛkyɛ ho. (Heb. 6:19) Sɛ mframa rebɔ po so hyɛn a, sɛkyɛ tumi ma ɛhyɛn no gyina faako sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenkɔpem abotan. Nanso sɛ sɛkyɛ betumi ayɛ adwuma yiye a, gye sɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsa so no mu yɛ den. Sɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsa so no we nkannare anaa ɛwe nnaakyen a, ebetumi asɛe no. Saa ara na yɛn nso, sɛ yɛn adwenem yɛ yɛn nãã anaa sɛ yɛn adwene nsi yɛn pi na sɛ yebu yɛn ani gu so a, ebetumi ama yɛn gyidi ayɛ mmerɛw. Sɛ obi adwene nsi no pi na sɛ nkurɔfo tan n’ani anaa sɛ sɔhwɛ to no a, ebetumi asɛe ne gyidi, na ɔrennye nni bio sɛ Yehowa bedi ne bɔhyɛ so. Sɛ yɛn gyidi sɛe a, yɛn anidaso nso bɛsa. Sɛ obi te saa a, anigye a ɛde anigye de, ebia ɔrennya bi da! w21.02 30 ¶14-15

Fida, December 2

Abraham gyee Yehowa dii.—Yak. 2:23.

Abraham ne n’abusua retu afi Ur no, ɛbɛyɛ sɛ na wadi boro mfe 70. (Gen. 11:31–12:4) Afei, ɔde bɛyɛ mfe ɔha dii atutena, tenaa ntamadan mu wɔ Kanaan asase so. Abraham wui no, na wadi mfe 175. (Gen. 25:7) Ná Yehowa ahyɛ no bɔ sɛ, ɔde asase a ɔte so no bɛma n’asefo, nanso wanhu saa bɔhyɛ no. Afei nso, kurow anaa Onyankopɔn Ahenni a na ɛreba no nso wanhu. Ɛno mpo no, Bible ka sɛ bere a Abraham wui no na ‘wabɔ akwakoraa a ne nna amee no.’ (Gen. 25:8) Ɛwom Abraham hyiaa ɔhaw pii, nanso wamma ne gyidi anhinhim, mmom onyaa abotare twɛnee Yehowa. Nea Abraham faa mu yi nyinaa, dɛn na ɛboaa no ma otumi gyinaa mu? Abraham asetra nyinaa mu no, na Yehowa bɔ ne ho ban, na ɔfaa no sɛ n’adamfo. (Gen. 15:1; Yes. 41:8; Yak. 2:22) Yɛn nso yɛretwɛn kurow a ɛwɔ fapem ankasa no. (Heb. 11:10) Yɛn de, ɛnyɛ sɛ yɛretwɛn sɛ wɔbɛkyekye kurow a ɛne Onyankopɔn Ahenni no. Onyankopɔn Ahenni no fii ase dii tumi wɔ afe 1914, na afi ase reyɛ adwuma wɔ soro dedaw. (Adi. 12:7-10) Yɛretwɛn sɛ ɛbɛba abedi asase nyinaa so. w20.08 4-5 ¶11-12

Memeneda, December 3

Onipa komam nsusuwii te sɛ nsu a emu dɔ, nanso onipa a ɔwɔ nhumu bɛsaw.—Mmeb. 20:5.

Sɛ yebetumi ayɛ aso atie afoforo a, ehia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yenya abotare. Anyɛ yiye koraa no, yɛwɔ nneɛma mmiɛnsa bi nti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Nea edi kan, ɛremma yennya nkurɔfo ho adwene a ɛnteɛ. Nea ɛto so mmienu, yebetumi ahu sɛnea yɛn nuanom te nka ne nea enti a wɔyɛ nneɛma bi, na ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ada ayamhyehye adi akyerɛ wɔn paa. Nea ɛto so mmiɛnsa, yebetumi aboa afoforo ama wɔahu sɛnea wɔte ankasa. Yɛn ankasa mpo, ɛtɔ da a sɛnea yɛte nka no, sɛ yɛanka ho asɛm ankyerɛ afoforo a, ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase. Yɛn nuanom binom wɔ hɔ a, esiane nea wɔafa mu wɔ asetenam, wɔn amammerɛ, anaa sɛnea wɔte nti, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛka sɛnea wɔte nka ho asɛm akyerɛ afoforo. Ebia ebegye bere ansa na yɛn nuanom atumi aka wɔn komam asɛm akyerɛ yɛn, nanso sɛ wɔyɛ saa a, ɛnna yebetumi ahu sɛnea wɔte nka ankasa. Sɛ yesuasua Yehowa na yenya yɛn nuanom ho abotare a, wobenya yɛn mu ahotoso na wɔama yɛahu sɛnea wɔte nka. Afei sɛ wɔyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka wɔn komam asɛm akyerɛ yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie wɔn. w20.04 15-16 ¶6-7

Kwasida, December 4

Wubeyi nnipa.—Luka 5:10.

Ɛyɛ a mpataa no taa kɔ baabi a ɛyɛ ma wɔn ne baabi a aduan wɔ paa. Bere a mpataayifo nso de kɔ po no ho hia paa. Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛahu bere a eye paa sɛ woyi nam no, momma yɛnhwɛ asɛm bi a esii wɔ Pacific supɔw bi so. Onua bi ka kyerɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo bi sɛ ɔmma wonkoyi nam. Ɔsɛmpatrɛwfo no ka kyerɛɛ onua no sɛ, “Yebehyia ɔkyena anɔpa nnɔn nkron.” Onua no ka kyerɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo no sɛ, “Wo de, wunnim. Ɛnyɛ bere a yɛpɛ na yɛkɔ, na bere a yebenya nam na yɛkɔ.” Saa ara na na tete Kristofo no nso yɛ. Ná wɔkɔ baabi a wobenya mpataa anaa nnipa. Afei nso, na wɔkɔ bere a wobenya wɔn. Yesu asuafo no sei, na wɔkɔ asɔrefie ne hyia adan mu, afie afie, ne gua so kɔka asɛmpa no. (Aso. 5:42; 17:17; 18:4) Yɛn nso, nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no, ɛsɛ sɛ yehu baabi a yebenya wɔn ne bere a yɛbɛkɔ akɔto wɔn. Yɛpɛ sɛ yenya nnipa na yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn, enti yebetumi asakra bere a yɛde kɔ asɛnka no mu, na yɛatumi anya wɔn.—1 Kor. 9:19-23. w20.09 4 ¶8-9

Dwoda, December 5

Momma yɛnka nokware na yennya ɔdɔ. Ɛba saa a yebenyin wɔ nneɛma nyinaa mu, na yɛayɛ sɛ Kristo a ɔne nipadua no ti no.—Efe. 4:15.

Ade baako a yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛafa Yesu adamfo ne sɛ, nhyehyɛe biara a wɔbɛyɛ wɔ Kristofo asafo no mu no, yebegye atom. Sɛ yetie wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no a, ɛma yɛne Yesu a ɔyɛ asafo no ti no adamfofa mu yɛ den. (Efe. 4:16) Ɛho nhwɛso ne sɛ, seesei yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛde Ahenni Asa a yɛwɔ nyinaa bedi dwuma yiye. Ɛno nti, wɔaka asafo ahorow bi abom. Saa nhyehyɛe yi nti, Yehowa ahyehyɛde no nsɛe sika pii. Nanso bere koro no ara, ehia sɛ adawurubɔfo binom gye nsakrae a aba no tom. Ebia saa adawurubɔfo anokwafo no atena asafo bi mu mfe pii, na ebia wɔne anuanom a wɔwɔ hɔ no abɛyɛ nnamfo paa. Nanso seesei, aba sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ asafo foforo mu. Sɛ Yesu hu sɛ saa asuafo anokwafo yi agye saa nhyehyɛe yi atom a, ɛma n’ani gye paa! w20.04 24 ¶14

Benada, December 6

Anaafo fam hene no ne no de wɔn mmɛn besi ani.—Dan. 11:40; ase hɔ asɛm.

Atifi fam hene no ne anafo fam hene no ko tia wɔn ho, efisɛ wɔn mu biara pɛ sɛ odi wiase so tumi. Wo de, hwɛ nea esii wɔ Wiase Ko II no akyi. Soviet Union ne aman a wɔtaa n’akyi no nyaa tumi wɔ aman pii a ɛwɔ Europe so. Nea atifi fam hene no yɛe no maa anafo fam hene no ne aman ahorow bi yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛka wɔn asraafo abom, na wɔatumi ako atia atifi fam hene no. Saa nhyehyɛe no na wɔfrɛ no NATO (North Atlantic Treaty Organization) no. Atifi fam hene no ne anafo fam hene no mu biara sɛe sika pii de yɛ akode akɛse a ɛbɛkyɛn ne yɔnko de. Atifi fam hene no boaa aman a wɔtaa n’akyi ma wɔko tiaa aman a wɔtaa anafo fam hene no akyi wɔ Africa, Asia, ne Latin Amerika, na saa ara nso na anafo fam hene no yɛe. Nnansa yi, Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no anya aman a ɛwɔ wiase no mu pii so tumi kɛse. Afei nso, wɔyɛ kɔmputa dwumadi ahorow de ko tia anafo fam hene no. Ahemfo yi mu biara bɔ ne yɔnko sobo sɛ wayɛ kɔmputa so dwumadi a ɛbɛma ne yɔnko sikasɛm ayɛ basaa na asɛe nhyehyɛe a wayɛ wɔ n’aban mu nso. Na sɛnea Daniel hyɛɛ ho nkɔm no, atifi fam hene no kɔ so ko tia Onyankopɔn nkurɔfo.—Dan. 11:41. w20.05 13 ¶5-6

Wukuda, December 7

M’ankasa mɛhwehwɛ me nguan na mayɛn wɔn.—Hes. 34:11.

“So ɔbea werɛ befi ne nufu ano ba?” Odiyifo Yesaia bere so na Yehowa bisaa saa asɛm yi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Mmea yi werɛ betumi afi, nanso me de, me werɛ remfi wo.” (Yes. 49:15) Yehowa ntaa mfa ne ho ntoto ɔbaatan ho. Nanso asɛm yi mu de, ɔyɛɛ saa. Esiane sɛ na Yehowa pɛ sɛ n’asomfo hu sɛ ɔdɔ wɔn paa nti, ɔde sɛnea ɔdɔ wɔn no totoo ɔdɔ a emu yɛ den a ɔbaatan wɔ ma ne mma ho. Onuawa bi a ne din de Jasmin kaa sɛ: “Sɛ woma wo ba nufu a, ɛma wo ne no nya abusuabɔ soronko bi a ɛtena hɔ mo nkwa nna nyinaa.” Abaatan dodow no ara ne Jasmin bɛyɛ adwene. Sɛ Yehowa ba baako pɛ mpo gyae Kristofo nhyiam ne asɛnka kɔ a, ohu. Saa anuanom a wɔagyae asɛnka kɔ yi mu pii san ba asafo no mu, na sɛ wɔba a yegye wɔn fɛw so! Yehowa pɛ sɛ wɔsan ba, na yɛn nso yɛpɛ no saa.—1 Pet. 2:25. w20.06 18 ¶1-3

Yawda, December 8

[Fa w’ani] si nneɛma a yenhu so. Efisɛ nneɛma a yehu no wɔ hɔ bere tiaa bi, nanso nneɛma a yenhu no tena hɔ daa.—2 Kor. 4:18.

Ɛnyɛ akyɛde a Yehowa de ama yɛn nyinaa na yehu. Nokwasɛm ne sɛ, akyɛde a ɛsom bo paa no, yɛmfa yɛn ani nhu. Bepɔw So Asɛnka no mu no, Yesu kaa sɛ ademude a ɛwɔ soro no som bo koraa sen sika anaa ahonyade. Afei ɔkaa sɛ: “Baabi a w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.” (Mat. 6:19-21) Sɛ yebu biribi sɛ ɛsom bo paa a, yɛn koma bɛka yɛn ama yɛahwehwɛ akyi kwan. Sɛ yenya din pa wɔ Onyankopɔn anim anaa Onyankopɔn gye yɛn tom a, ɛkyerɛ sɛ ‘yɛrehyehyɛ yɛn ademude wɔ soro.’ Yesu kaa sɛ ademude a ɛte saa no, ɛrensɛe da na obiara rentumi nwia. Ɔsomafo Paul hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmfa yɛn ani nsi nneɛma a wonhu so.’ (2 Kor. 4:17, 18) Nneɛma a wonhu yi bi ne nhyira a yebenya wɔ wiase foforo a Onyankopɔn de bɛba no mu. Ɛyɛ a yɛkyerɛ nneɛma a yɛmfa yɛn ani nhu yi ho anisɔ? w20.05 26 ¶1-2

Fida, December 9

Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ te sɛ osu.—Deut. 32:2.

Nea Mose kyerɛkyerɛɛ Israelfo no hyɛɛ wɔn den na ɛmaa wɔn ho dwoo wɔn te sɛ osu a atɔ agu afifide so. Yɛn nso, dɛn na yɛbɛyɛ na yɛatumi akyerɛkyerɛ saa? Sɛ yɛredi adanse wɔ afie afie anaa yɛreyɛ baguam adansedi a, yebetumi abue yɛn Bible akenkan Onyankopɔn din Yehowa akyerɛ nkurɔfo. Nhoma, video ahorow, ne biribiara a ɛwɔ yɛn wɛbsaet hɔ a ɛhyɛ Yehowa anuonyam no, yebetumi ama wɔn bi anaa yebetumi ayi bi akyerɛ wɔn. Sɛ yɛwɔ adwuma mu oo, yɛwɔ sukuu mu oo, yɛretu kwan oo, yebetumi anya hokwan aka yɛn Nyankopɔn a yɛdɔ no no ne sɛnea ɔte ho asɛm akyerɛ afoforo. Yebetumi aka nneɛma pa a Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama nnipa ne nea enti a ɔbɔɔ asase no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Sɛnea Yehowa dɔ yɛn no, ebi mpo a na wɔntee ho asɛm saa da. Sɛ yɛka yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no ho nokwasɛm kyerɛ afoforo a, na yɛreboa ama Onyankopɔn din ho atew. Afei nso, na yɛreboa nkurɔfo ama wɔahu sɛ atosɛm a wɔaka de asɛe Yehowa din a wɔde akyerɛkyerɛ wɔn no nyɛ nokware. Yɛn de, nea yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo no yɛ nkyerɛkyerɛ pa na ɛma wɔn ho dwo wɔn.—Yes. 65:13, 14. w20.06 10 ¶8-9

Memeneda, December 10

Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛsan aba mo nkyɛn.—Mal. 3:7.

Sɛ yebetumi aboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsan ba Yehowa nkyɛn no a, suban bɛn na ɛsɛ sɛ yenya? Yesu mfatoho a ɛfa ɔba a ɔyerae no ho no, momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi mu. (Luka 15:17-24) Ɔba a ɔyerae no ani baa ne ho so na osii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔ fie. Papa no de mmirika kohyiaa ne ba no yɛɛ no atuu, na ɔma ohui paa sɛ ɔdɔ no. Ná ne ba no ahonim haw no, na na ɔte nka sɛ ɔmfata sɛ ne papa frɛ no ne ba bio. Ɔba no kaa ne koma mu asɛm kyerɛɛ ne papa, na papa no nyaa tema maa no. Afei, papa no yɛɛ nneɛma bi a ɛmaa ne ba no hui sɛ wagye no atom sɛ ne ba a ɔda ne koma so. Enti papa no too pon maa ne ba a wasakra no, na ɔmaa no ntaade papa hyɛe. Yehowa te sɛ agya a ɔwɔ mfatoho no mu no. Ɔdɔ yɛn nuanom a wɔagyae asɛnka kɔ no, na ɔpɛ sɛ wɔsan ba ne nkyɛn. Sɛ yesuasua Yehowa a, yebetumi aboa wɔn ama wɔasan aba ne nkyɛn. Nanso, sɛ yebetumi ayɛ saa a, ehia sɛ yenya abotare, tema, ne ɔdɔ ma wɔn. w20.06 25-26 ¶8-9

Kwasida, December 11

Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa, na mubehu nokware no, na nokware no beyi mo afi nkoasom mu.—Yoh. 8:31, 32.

Yesu kaa sɛ ebinom de “anigye” begye nokware no, nanso sɛ wohyia sɔhwɛ a, wɔn gyidi bɛyɛ mmerɛw. (Mat. 13:3-6, 20, 21) Ɛbɛyɛ sɛ wɔante ase sɛ, sɛ wobedi Yesu akyi a, wobehu amane na wobehyia nsɛnnennen nso. (Mat. 16:24) Anaa ebia na wosusuw sɛ, sɛ obi bɛyɛ Kristoni a, ɔrenhyia ɔhaw biara wɔ n’asetenam; nhyira nko ara na obenya. Nanso wiase bɔne yi mu de, yebehyia ɔhaw. Nneɛma betumi asesa ama yɛn anigye so atew. (Dw. 6:6; Ɔsɛnk. 9:11) Yɛn nuanom dodow no ara rekyerɛ sɛ wogye di sɛ wɔahu nokware no. Adɛn nti na yɛreka saa? Sɛ wɔn nua Kristoni bi yɛ biribi ma ɛhaw wɔn anaa ɔbɔ bra bi a ɛmfata Kristoni a, ɛmma wɔn gyidi nhinhim. (Dw. 119:165) Sɔhwɛ biara a wobehyia no, ɛnsɛe wɔn gyidi, na mmom ɛma wɔn gyidi yɛ den. (Yak. 1:2-4) Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn gyidi yɛ den saa ara. w20.07 8 ¶1; 9 ¶4-5

Dwoda, December 12

Sɛ mo mu bi hia nyansa a, ma ɔnkɔ so mmisa Onyankopɔn.—Yak. 1:5.

Sɛ worebɛkan Bible a, di kan srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na hu sɛnea wobɛma nea worebɛkan no aboa wo. Yɛmfa no sɛ wowɔ ɔhaw bi, ɛnna worepɛ ho afotu. Srɛ Yehowa sɛ ɔmma wunhu nnyinasosɛm bi wɔ n’Asɛm no mu a ɛbɛboa wo ama woahu nea wobɛyɛ. (Filip. 4:6, 7) Yehowa ama yɛn akyɛde nwonwaso bi. Ɛne sɛ, yetumi twa nneɛma ho mfoni wɔ yɛn adwene mu. Sɛ wokan Bible mu asɛm bi, na wopɛ sɛ wuhu nea na ɛrekɔ so a, twa nea worekan no ho mfoni na fa no sɛ onipa a worekan ne ho asɛm no, ɛyɛ wo a. Fa no sɛ nea na onipa no hu no, wuhu bi, na sɛnea na ɔte nka no, wo nso wote nka saa ara. Nea edi hɔ ne sɛ, dwinnwen ho. Sɛ obi dwinnwen nea ɔrekenkan ho a, ɛkyerɛ sɛ osusuw ho kɔ akyiri, na ɔhwɛ sɛnea asɛm no fa ne ho. Sɛ wokan ade na wudwinnwen ho a, ɛboa wo ma wode nsɛm toto nsɛm ho na ɛma wote ase kɔ akyiri paa. Sɛ wokan Bible na woannwinnwen ho a, ɛte sɛ nea worebɛpam ade na woatwitwa ntama no agu hɔ nanso wonkeka nsii anim. Sɛ yedwinnwen nea yɛakenkan no ho a, ɛboa yɛn ma yehu n’ani so yiye. w21.03 15 ¶3-5

Benada, December 13

Meda Onyankopɔn ase. . . . Daa mekae wo wɔ me nkotosrɛ mu awia ne anadwo.—2 Tim. 1:3.

Anka ɔsomafo Paul betumi adwen nneɛma a atwam no ho. Anka obetumi aka sɛ, ‘Sɛ mammɛyɛ Kristoni a, anka wɔankyere me anto afiase.’ Bere a nnipa a wɔwɔ Asia no twee wɔn ho fii ne ho no, anka obetumi afa wɔn ho tan, na waka sɛ ɔrennye n’adamfo biara nni bio. Nanso Paul anyɛ wei mu biara. Ná Paul nim sɛ ɛrenkyɛ na wɔakum no, nanso wamma ne werɛ amfi ade a ehia paa a ɛne sɛ ɔbɛhyɛ Yehowa anuonyam no. Ɔkɔɔ so dwinnwen akwan a ɔbɛfa so ahyɛ afoforo nkuran ho. Ɔde ne ho too Yehowa so, na daa na ɔbɔ mpae. Wɔn a wɔtwee wɔn ho fii Paul ho no, wannwinnwen ho pii. Mmom, ne nnamfo a wɔtaa n’akyi na wɔboaa no no, n’ani sɔɔ nea wɔyɛe no paa. Bio nso, Paul kɔɔ so suaa Onyankopɔn Asɛm. (2 Tim. 3:16, 17; 4:13) Ade a ehia paa a Paul yɛe ne sɛ, onyaa ahotoso paa sɛ Yehowa ne Yesu dɔ no. w21.03 18 ¶17-18

Wukuda, December 14

Sɛnea wotutu nwura bɔne no de ogya hyew no, saa ara na ɛbɛyɛ wɔ wiase yi awiei bere mu.—Mat. 13:40.

Afe 100 akyi hɔ baabi no, atoro Kristofo bewurawuraa nokware Kristofo asafo no mu. Wɔkyerɛkyerɛɛ atoro nkyerɛkyerɛ, na na wɔmpɛ sɛ nkurɔfo hu nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Efi saa bere no kosi afe 1870 mu hɔ no, na nnipakuw pɔtee biara nni hɔ a wohu wɔn sɛ Onyankopɔn asomfo wɔ asase so. Atoro Kristofo yɛɛ bebree te sɛ nwura, enti na ɛyɛ den sɛ obi behu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo. (Mat. 13:36-43) Adɛn nti na ɛho hia sɛ yehu saa asɛm yi? Efisɛ ɛbɛma yɛahu sɛ nea yɛkenkan fa atifi fam hene ne anafo fam hene ho wɔ Daniel Ti 11 no, ɛrentumi nyɛ ahemfo a wodii ade fi afe 100 kosi afe 1870 mu hɔ anaa aban ahorow a na ɛwɔ hɔ saa bere no. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, na nnipakuw pɔtee biara nni hɔ a wohu wɔn sɛ Onyankopɔn asomfo a na saa ahemfo yi betu wɔn ani asi wɔn so atan wɔn. Nanso, afe 1870 akyi bere tiaa bi no, afei de na wobetumi ahu nea ɔyɛ atifi fam hene ne nea ɔyɛ anafo fam hene. w20.05 3 ¶5

Yawda, December 15

Ɔman bi aba m’asaase so.—Yoel 1:6.

Yoel hyɛɛ nkɔm sɛ mmoadabi bɛsɛe Israel asase no pasaa, na na wɔbɛwe afifide a ɛwɔ Israel asase so nyinaa ama asa! (Yoel 1:4) Mfe pii a atwam no, na yɛte ase sɛ, saa nkɔmhyɛ no fa sɛnea Yehowa nkurɔfo yɛ asɛnka adwuma no ho; wɔte sɛ mmoadabi a wɔbom yuu a biribiara ntumi nsiw wɔn kwan. Ná yɛte ase sɛ, adwuma a mmoadabi no yɛ no sɛe ‘asase’ no paa anaa ɛhaw nnipa a nyamesom akannifo no akɛntɛn wɔn so no. Nanso, sɛ yɛhwɛ nkɔmhyɛ no nyinaa a, yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛsesa ntease a yɛwɔ no. Hwɛ Yehowa bɔhyɛ a ɛfa mmoadabi no ho no. Yehowa kaa sɛ: “Mɛma nea ofi atifi fam [mmoadabi] no afi wo ho akɔ akyirikyiri.” (Yoel 2:20) Sɛ mmoadabi no gyina hɔ ma Yehowa Adansefo a wodi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ wɔnka asɛm no na wɔnyɛ asuafo no so a, adɛn nti na Yehowa bɛhyɛ bɔ sɛ ɔbɛma wɔakɔ anaa ɔbɛpam wɔn? (Hes. 33:7-9; Mat. 28:19, 20) Yehu sɛ, ɛnyɛ Yehowa nkoa a wodi no nokware na ɔrepam wɔn, na mmom ɔrepam biribi anaa obi a ɔtan ne nkurɔfo. w20.04 3 ¶3-5

Fida, December 16

Sɛ mo mu bi hia nyansa a, ma ɔnkɔ so mmisa Onyankopɔn.—Yak. 1:5.

Sɛ yɛbɔ mpae na yɛn adwene yɛ yɛn sɛ Yehowa rekyɛ a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Yakobo kaa sɛ ‘yɛnkɔ so ara mmisa’ Onyankopɔn. Sɛ yɛkɔ so ara bisa Yehowa sɛ ɔmma yɛn nyansa a, ɔrenka sɛ yɛreguan ne ho. Ne bo remfuw yɛn. Sɛ sɔhwɛ to yɛn na yɛbɔ mpae sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no mma yɛn nyansa a yɛde begyina mu a, “oyi ne yam” de ma yɛn. (Dw. 25:12, 13) Sɔhwɛ biara a ɛbɛto yɛn no, ohu, ɛyɛ no yaw, na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn. Wei ma yɛn ani gye paa! Ɛnde, ɔkwan bɛn na Yehowa fa so ma yɛn nyansa? Yehowa nam n’Asɛm no so ma yɛn nyansa. (Mmeb. 2:6) Sɛ yebetumi anya saa nyansa no a, ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm ne asafo nhoma ahorow no. Nanso ɛnsɛ sɛ yesua de pɛ nimdeɛ kɛkɛ. Mmom ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn afotu na yɛde yɛ adwuma. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛde Onyankopɔn nyansa reyɛ adwuma wɔ yɛn abrabɔ mu. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko.” (Yak. 1:22) Sɛ yɛde Onyankopɔn afotu yɛ adwuma a, yɛbɛyɛ nnipa a yɛpɛ asomdwoe, nnipa a yɛwɔ ntease, ne nnipa a yɛwɔ mmɔborɔhunu. (Yak. 3:17) Sɛ yɛwɔ saa suban yi a, sɔhwɛ biara nni hɔ a ɛbɛto yɛn a ɛbɛsɛe yɛn anigye. w21.02 28-29 ¶10-11

Memeneda, December 17

‘Kwaa biara ma nipadua no nyin.’—Efe. 4:16.

Ade baako a ebetumi aboa Bible suani ama wanya nkɔso abɔ asu ne sɛ asafo no mufo bɛboa no. Ɔdawurubɔfo biara betumi aboa wɔn a wɔyɛ foforo ama wɔaba asafo no mu. Ɔkwampaefo bi kaa sɛ: “Ɛyɛ a wɔka sɛ, ɔbaakofo na ɛwo, nanso ɛnyɛ ɔbaakofo na ɔtete ba. Mihu sɛ saa ara na asuafoyɛ adwuma no te. Sɛ obi betumi abegye nokware no a, ennyina ɔbaakofo so. Ɛyɛ a asafo no nyinaa boa.” Sɛ abofra benyin abɛyɛ panyin pa a, n’awofo, n’abusuafo ne wɔn nnamfo, ne n’akyerɛkyerɛfo nyinaa boa. Wɔkyerɛkyerɛ abofra no nneɛma bi a ɛho hia wɔ abrabɔ mu, na ɛyɛ a wɔhyɛ no nkuran nso. Saa ara na asafo no mufo betumi atu Bible asuafo fo, ahyɛ wɔn nkuran, na wɔayɛ nhwɛso pa ama wɔasua wɔn. Sɛ anuanom yɛ saa a, ɛbɛboa asuafo no ama wɔanya nkɔso abɔ asu. (Mmeb. 15:22) Sɛ onua bi wɔ Bible suani a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔma kwan ma anuanom foforo boa ne suani no? Efisɛ nnipa bebree betumi aboa osuani no ama wanya nkɔso abɔ asu. w21.03 8 ¶1-3

Kwasida, December 18

Sɛ yɛka sɛ: “Bɔne nni yɛn ho” a, na yɛredaadaa yɛn ho.—1 Yoh. 1:8.

Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa, mpanyin ne mmofra hwɛ yiye na wɔanni bɔne ansie. Ɔsomafo Yohane kaa sɛ, yɛrentumi nnantew nokware no mu na bere koro no ara yemmu brabɔne. (1 Yoh. 1:6) Yɛpɛ sɛ Onyankopɔn gye yɛn tom nnɛ, na daakye nso ogye yɛn tom a, biribiara mu no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra te sɛ nea kanea da yɛn so. Sɛ yɛbɛka paa a, yɛrentumi nyɛ bɔne biara mfa nsie, efisɛ Yehowa hu biribiara a yɛyɛ. (Heb. 4:13) Sɛnea wiase no bu bɔne no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanya saa adwene no bi. Yohane bere so no, na awaefo ka sɛ obi betumi abu brabɔne na bere koro no ara ɔne Onyankopɔn ntam ayɛ kama. Ɛnnɛ wiase a yɛte mu no, saa adwene no ara na nkurɔfo pii kura. Nnipa pii ka sɛ wogye Onyankopɔn di, nanso sɛnea Yehowa hu bɔne no, wonhu no saa. Afei nso, nea Yehowa ka fa nna ho no, wonnye ntom. Nneyɛe bi wɔ hɔ a Yehowa bu no sɛ ɛyɛ brabɔne, nanso wɔn de wohu no sɛ asɛm biara nni ho; sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ bi a obetumi ayɛ. w20.07 22 ¶7-8

Dwoda, December 19

[Momma] yɛmfa yɛn nneyɛe nkyerɛ yɛn dɔ, na yɛnnɔ wɔ nokware mu.—1 Yoh. 3:18.

Ɛba sɛ ɛsɛ sɛ woka onuawa bi asɛm ma no a, ɛyɛ a woyɛ saa anaa? Yɛnhwɛ saa nhwɛso yi. Anuanom bi ahu sɛ, onuawa bi a ne kunu nyɛ Ɔdansefo ntaa mma adesua ntɛm. Yɛpɔn ara nso na ɔkɔ fie. Wɔahu nso sɛ, ɔntaa mfa ne mma mma asafo nhyiam. Wonhu nea enti a ɔmmfa ne nan nsi fam ne ne kunu nkasa, na ɔmmma kwan mmma ɔne ne mma no mma asafo nhyiam. Ɛno nti wɔkasa tia no. Nanso nea ɛwom paa ne sɛ, onuawa no reyɛ nea obetumi nyinaa. Nea ɛte ne sɛ, ɔhyɛ ne kunu ase. Mmofra no nso, ɛnyɛ ɔno nko ara na ɔkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Sɛ wokamfo onuawa no na woka adepa a ɔreyɛ ho asɛm kyerɛ afoforo a, ebia wobegyae nsɛnkeka no. Asafo mu mpanyimfo nim sɛ ɛho hia Yehowa sɛ wɔne anuanom mmea tena yiye. (Yak. 1:27) Enti mpanyimfo no suasua Yesu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ate wɔn nuanom ase. Ɛno nti wɔnhyehyɛ mmara mma wɔn, na mmom wɔda ayamye adi kyerɛ wɔn. (Mat. 15:22-28) Sɛ mpanyimfo yɛ nea wobetumi biara boa anuanom mmea a, ɛma wohu sɛ wodwen wɔn ho. w20.09 24-25 ¶17-19

Benada, December 20

‘Onyankopɔn ama Ɔhene Nebukadnesar ahu nea ɛbɛba.’—Dan. 2:28.

Daniel asetena nyinaa mu no, na ɔbrɛ ne ho ase na ɔhwehwɛɛ Yehowa akwankyerɛ. Ɛho nhwɛso bi ni. Bere a Yehowa boaa Daniel ma ɔkyerɛɛ Nebukadnesar dae ase no, Daniel annye ho anuonyam no. Mmom esiane sɛ na Daniel brɛ ne ho ase nti, ɔde ho anuonyam nyinaa maa Yehowa. (Dan. 2:26-28) Dɛn na yesua fi wei mu? Sɛ anuanom ani gye yɛn kasa ho anaa yetumi boa nnipa pii wɔ asɛnka mu a, ɛsɛ sɛ yɛkae de ho anuonyam nyinaa ma Yehowa. Ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yegye tom sɛ, sɛ Yehowa ammoa yɛn a, yɛrentumi nyɛ saa nneɛma yi nyinaa. (Filip. 4:13) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ Yesu nhwɛso fɛfɛ a ɔyɛe no, yɛn nso yɛresuasua. Yesu de ne ho too Yehowa so. (Yoh. 5:19, 30) Amma n’adwenem da sɛ obegye n’Agya a ɔwɔ soro no tumi afi ne nsam. Filipifo 2:6 ma yehu sɛ, Yesu annya “adwene sɛ ɔbɛpere biribi, sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ.” Yesu bu n’Agya na ɔbrɛ ne ho ase hyɛ ne tumi ase, enti na onim sɛ ɛnyɛ biribiara na ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ. w20.08 11 ¶12-13

Wukuda, December 21

Muntu mmirika no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma moanya abasobɔde.—1 Kor. 9:24.

Wɔn a wɔretu mmirika wɔ ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so no, ɔhaw a wɔrefa mu no, afoforo nhu na wɔnte ase nso. Sɛ wowɔ ɔhaw bi na wususuw sɛ nkurɔfo nte wo ase a, ebia Mefiboset asɛm no betumi ahyɛ wo nkuran. (2 Sam. 4:4) Ná ɔyɛ obubuafo, na Ɔhene Dawid nso ne no anni no yiye. Nanso wamfa nkurɔfo ho abufuw anhyɛ ne mu; ná n’ani sɔ nneɛma pa a wanya wɔ n’asetena mu no. Ná Dawid ada ayamye adi akyerɛ Mefiboset, na n’ani sɔe. (2 Sam. 9:6-10) Enti bere a Dawid ne Mefiboset anni no yiye no, osusuw asɛm no nyinaa ho yiye. Ɛmfa ho sɛ Dawid dii mfomso tiaa no no, Mefiboset amfa ne ho abufuw. Wamfa nea Dawid de yɛɛ no no ho sobo ammɔ Yehowa. Nea na Mefiboset betumi ayɛ de aboa ɔhene a Yehowa apaw no no na ɔde n’adwene sii so. (2 Sam. 16:1-4; 19:24-30) Yehowa ma wɔkyerɛw nhwɛso pa a Mefiboset yɛe no wɔ N’Asɛm no mu, na ama yɛatumi asua biribi afi mu.—Rom. 15:4. w20.04 26 ¶3; 30 ¶18-19

Yawda, December 22

Yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.—1 Kor. 3:9.

Ebinom a wɔwɔ asafo no mu nya hokwan som sɛ asɛmpatrɛwfo, akwampaefo titiriw anaa daa akwampaefo. Wɔde wɔn bere nyinaa reyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. Ɛwom sɛ mpɛn pii no, ɛyɛ a saa bere nyinaa asomfo yi nni honam fam nneɛma pii de, nanso Yehowa hyira wɔn ma wɔn ani gye wɔ asetena mu. (Mar. 10:29, 30) Anuanom mmarima ne mmea yi som bo ma yɛn na ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ wɔka asafo no ho! Asafo mu mpanyimfo ne asomfo ne bere nyinaa asomfo nko ara na wɔn ho hia wɔ asafo no mu anaa? Daabi! Ɔdawurubɔfo biara ho hia Onyankopɔn ne asafo no. (Rom. 10:15; 1 Kor. 3:6-8) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ade baako a ɛho hia asafo no paa ne sɛ ɛbɛboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo asuafo. (Mat. 28:19, 20; 1 Tim. 2:4) Adawurubɔfo a wɔabɔ asu ne adawurubɔ a wɔmmɔɔ asu, kyerɛ sɛ, obiara a ɔka asɛmpa no bi biara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma saa adwuma yi ho ahia no paa wɔ n’asetenam.—Mat. 24:14. w20.08 21 ¶7-8

Fida, December 23

Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa kosi wiase yi awiei bere.—Mat. 28:20.

Ɛnnɛ asɛm no ma yehu sɛ, sɛ yehyia ɔhaw a, Yesu bɛboa yɛn. Nokwasɛm ne sɛ, asɛm a Yesu kae yi betumi ahyɛ yɛn den paa. Adɛn ntia? Efisɛ ɛtɔ da a etumi yɛ den ma yɛn sɛ yebegyina ɔhaw a yɛrehyia no ano. Ebi ne sɛ, sɛ yɛn dɔfo bi wu a, ebetumi ama yɛadi yaw mfe pii. Ebinom wɔ hɔ a onyin nti wɔrehu amane. Ebinom nso wɔ hɔ a, adwinnwen tumi hyɛ wɔn so ara ma wɔyɛ basaa. Ne nyinaa mu no yɛmpa abaw, efisɛ yenim sɛ Yesu ka yɛn ho “nna nyinaa.” Nna a nneɛma nkɔ yiye wɔ yɛn asetenam mpo, yenim sɛ ɔka yɛn ho. (Mat. 11:28-30) Onyankopɔn asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ, Yehowa fa n’abɔfo so boa yɛn. (Heb. 1:7, 14) Ebi ne sɛ, sɛ yɛreka “Ahenni ho asɛmpa” no akyerɛ nnipa a “wofi aman ne mmusuakuw ne kasa” nyinaa mu a, abɔfo no boa yɛn na wɔkyerɛ yɛn kwan.—Mat. 24:13, 14; Adi. 14:6. w20.11 13-14 ¶6-7

Memeneda, December 24

Onipa komam nsusuwii te sɛ nsu a emu dɔ, nanso onipa a ɔwɔ nhumu bɛsaw.—Mmeb. 20:5.

Yɛpɛ sɛ yɛma yɛn Bible suani no hu sɛ nea ɔresua no yɛ Onyankopɔn Asɛm. (1 Tes. 2:13) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Hyɛ osuani no nkuran ma ɔnka nea ɔresua no ho asɛm nkyerɛ afoforo. Sɛ anka bere biara wobɛkyerɛkyerɛ kyerɛwnsɛm mu akyerɛ no no, ma ɔno nso nkyerɛkyerɛ ebi mu nkyerɛ wo. Boa osuani no ma onhu sɛnea ɔde Onyankopɔn asɛm no bɛyɛ adwuma wɔ n’asetenam. Sɛ mokenkan kyerɛwnsɛm bi wie a, bisa no nsɛm a ɛbɛma woahu n’adwene ne sɛnea ɔte nka wɔ ho. (Luka 10:25-28) Wubetumi abisa no sɛ: “Sɛn na kyerɛwnsɛm yi aboa wo ama woahu Yehowa suban no bi?” “Sɛn na nokware a ɛwɔ Bible mu a woasua yi bɛboa wo?” “Nea wusuae seesei ara no, ɛka wo sɛn?” Ɛnyɛ nneɛma pii a osuani no behu no na ehia, na mmom nea ehia ne sɛ ɔbɛma n’ani agye nea ɔresua no ho na ɔde ayɛ adwuma. Ma Bible no nkasa. Sɛ wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase. w20.10 15 ¶5-6

Kwasida, December 25

Gu w’aba anɔpa, na nyi wo nsa mfi ho kosi anwummere.—Ɔsɛnk. 11:6.

Yebetumi anya awerɛhyem sɛ bere so a, Ahenni ho asɛmpa a yɛreka no bɛba awiei. Wo de, hwɛ nea esii wɔ Noa bere so. Yehowa kyerɛe sɛ odi ne bere so pɛpɛɛpɛ. Yehowa dii kan ka too hɔ bɛyɛ mfe 120 sɛ ɔde Nsuyiri bɛba. Mfe bi akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka. Bɛyɛ mfe 40 anaa 50 ansa na nsuyiri no reba no, Noa yeree ne ho yɛɛ adwumaden. Ɛwom, na nnipa a ɔreka asɛm no akyerɛ wɔn no ani nnye ho, nanso ɔkɔɔ so ara bɔɔ wɔn kɔkɔ kosii sɛ Yehowa kaa sɛ, afei de bere aso sɛ ɔkɔ adaka no mu. Enti bere soe ara pɛ na “Yehowa too ɔpon no mu.” (Gen. 6:3; 7:1, 2, 16) Ɛrenkyɛ koraa, Yehowa bɛma yɛde Ahenni no ho asɛm a yɛreka no aba awiei. Ɔbɛsɛe Satan wiase no na ɔde wiase foforo aba. Nnipa a wotie Onyankopɔn nko ara na wɔbɛtena mu. Enkosi sɛ saa bere no beso no, momma yensuasua Noa ne Onyankopɔn asomfo afoforo. Wɔanyi wɔn nsa amfi adwuma a wɔde hyɛɛ wɔn nsa no ho. Momma yɛmfa yɛn adwene nsi asɛnka adwuma no so, yennya nkurɔfo ho abotare, na yennya Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi. w20.09 13 ¶18-19

Dwoda, December 26

Momma biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ, ne kwan so, ne kwan so.—1 Kor. 14:40.

Sɛ Yehowa ankyerɛ wɔn a wɔwɔ tumi wɔ n’abusua no mu a, anka biribiara bɛyɛ basaa, na anka ɛremfa anigye mma. Wo de hwɛ o, anka yɛrenhu nea ɛsɛ sɛ osisi gyinae ma abusua no, na anka yɛrenhu nea ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ma gyinaesi no yɛ adwuma. Sɛ tiyɛ nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ no yɛ adepa saa a, ɛnde adɛn nti na nnɛ mmea bebree te nka sɛ ɛhyɛ wɔn so? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, mmara a Yehowa ahyehyɛ ama abusua no, mmarima bebree mfa nyɛ hwee, mmom wɔn kurom amammerɛ ne amanne na wodi akyi. Mmarima bi nso wɔ hɔ a, pɛsɛmenkominya nti na wɔteetee wɔn yerenom. Ebi ne sɛ, ɔbarima bi tumi hyɛ ne yere so na ama wate nka sɛ ɔno nso yɛ obi. Ɔbarima bi nso tumi teetee ne yere na ama nkurɔfo ahu sɛ ɔyɛ “ɔbarima.” Ebia obenya adwene sɛ ɔrentumi nhyɛ ne yere mma no nnɔ no, nanso obetumi ahunahuna ne yere no. Ebia saa ahunahuna no ne ɔkwan a ɔbɛfa so ama ne yere ayɛ nea ɔpɛ ama no. Saa adwene ne saa suban no, biribiara kyerɛ sɛ ɛsɛe obu ne nidi a ɛsɛ sɛ wɔde ma mmea no, na ɛnyɛ saa koraa na Yehowa pɛ.—Efe. 5:25, 28. w21.02 3 ¶6-7

Benada, December 27

Montow mo dadwen nyinaa ngu no so, efisɛ odwen mo ho.—1 Pet. 5:7.

Kristofo a adwinnwen ahyɛ wɔn so no, sɛ wɔyere wɔn ho bɔ Yehowa mpae a, wɔn asom bedwo wɔn. Yehowa betie wo mpaebɔ, na ɔbɛma wo “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro [nnipa] adwene nyinaa so.” (Filip. 4:6, 7) Yehowa nam ne honhom kronkron a tumi wom no so ma yɛn asom dwo yɛn, na yɛtena hɔ komm. (Gal. 5:22) Sɛ worebɔ Yehowa mpae a, ka nea ɛwɔ wo koma mu nyinaa kyerɛ no. Ade ko pɔtee a ɛhaw wo no, ka kyerɛ no. Ma onhu sɛnea wote nka. Sɛ biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ wɔ wo haw no ho a, srɛ no sɛ ɔmma wo nyansa na hu, na ɔmma wo ahoɔden a wode bɛyɛ. Sɛ ɛyɛ biribi a worentumi nyɛ ho hwee nso a, srɛ Yehowa na ɔmmoa wo na ɛho adwinnwen anhyɛ wo so. Sɛ yɛbɔ mpae na yɛka biribi pɔtee ho asɛm, na sɛ Yehowa bua a, ɛma yehu paa sɛ wabua yɛn mpae no. Sɛ wobɔ mpae na woannya ho mmuae ntɛm a, mma w’aba mu mmmu. Sɛ yɛrebɔ mpae a, Yehowa pɛ sɛ yɛka biribi pɔtee ho asɛm. Afei nso, ɔpɛ sɛ yɛkɔ so bɔ ade ko no ho mpae.—Luka 11:8-10. w21.01 3 ¶6-7

Wukuda, December 28

[Yesu ka] kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wotumi de asɛm yi yɛ adwuma, gye wɔn a wɔwɔ akyɛde no nko ara.”—Mat. 19:11.

Ɛnnɛ, yehu awarefo ne mmusua pii wɔ asafo no mu. Nanso, anuanom mmarima ne mmea pii wɔ asafo no mu a wɔnwaree. Sɛn na ɛsɛ sɛ yebu yɛn nuanom a wɔnwaree yi? Momma yɛnhwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yebu wɔn a wɔnwaree no. Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, wanware. Mmom ɔde ne bere ne n’adwene nyinaa sii adwuma a na ɔreyɛ no so. Yesu anka da sɛ, sɛnea ɛte biara no ɛsɛ sɛ obi ware anaa odi sigya. Nanso, ɔkaa sɛ Kristofo bi besi gyinae sɛ wɔrenware. (Mat. 19:12) Ná Yesu bu wɔn a wɔnwaree no. Afei nso, wammu wɔn a wɔnwaree no animtiaa, na wanya adwene sɛ ade ahia wɔn. Bere a na ɔsomafo Paul reyɛ ne som adwuma no, wanware sɛnea Yesu yɛe no ara. Paul nso anka da sɛ, sɛ obi ware a wadi mfomso. Ohui sɛ wei yɛ gyinae a ɛsɛ sɛ obiara si. w20.08 28 ¶7-8

Yawda, December 29

Onyankopɔn ne dɔ.—1 Yoh. 4:16.

Ɔsomafo Yohane nyin kyɛe paa, na nneɛma pii nso kɔɔ so wɔ n’asetenam. Ohyiaa ɔhaw pii a na anka ebetumi ama ne gyidi ayɛ mmerɛw. Nanso Yesu ahyɛde ahorow a baako ne sɛ yɛnnɔ yɛn nuanom no, Yohane yɛɛ nea obetumi biara dii so daa. Wei nti, na Yohane adwene si no pi sɛ Yehowa ne Yesu dɔ no, na wɔbɛhyɛ no den ama watumi agyina sɔhwɛ biara ano. (Yoh. 14:15-17; 15:10) Biribiara nni hɔ a Satan ne ne wiase no yɛe a ɛmaa Yohane dɔ ano dwoe. Mmom ɔkɔɔ so de ne kasa ne ne nneyɛe nyinaa kyerɛe sɛ ɔdɔ ne nuanom. Yɛn nso yɛte sɛ Yohane. Wiase a yɛte mu yi, Satan a ɔtan ahyɛ no ma no na odi so. (1 Yoh. 3:1, 10) Ne yam a, anka yɛrennɔ yɛn nuanom Kristofo, nanso ɔrentumi mma yɛnyɛ saa da, gye sɛ yɛn ara yɛma no kwan. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so adɔ anuanom. Yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe nyinaa bɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn ani begye sɛ yɛka Yehowa abusua ho, na yɛn koma bɛtɔ yɛn yam paa.—1 Yoh. 4:7 w21.01 13 ¶18-19

Fida, December 30

‘Onyankopɔn ma yetumi mia yɛn ani gyina mu.’—Rom. 15:5.

Satan wiase yi mu tena betumi ayɛ den, na ɛtɔ da mpo a asetena betumi afono yɛn. (2 Tim. 3:1) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛn ani yɛ yɛn totɔtotɔ anaa yɛbɔ hu. Yehowa nim nea yɛrefa mu nyinaa, na wahyɛ bɔ sɛ, sɛ yehia mmoa a, ɔde ne nsa nifa a ahoɔden wom no beso yɛn mu. (Yes. 41:10, 13) Yegye di paa sɛ Yehowa bɛboa yɛn, na yebetumi anya ahoɔden afi Kyerɛwnsɛm no mu de agyina yɛn haw nyinaa ano. Yɛn video ahorow, ne drama a wɔbɔ tie, ne nsɛm a ɛba toatoa so a wɔato din “Suasua Wɔn Gyidi” no betumi ama Bible mu nsɛm ayɛ sɛ nea ɛresi wɔ w’anim. Sɛ worebɛhwɛ video no, anaa worebɛbɔ drama no, anaa worebɛkenkan “Suasua Wɔn Gyidi” no a, di kan srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na hu nsɛm bi wom a wubetumi de abɔ wo bra. Fa no sɛ onipa a woresua ne ho ade no, ɛyɛ wo a. Yehowa asomfo a woresua wɔn ho ade no, dwinnwen nea wɔyɛe ho, na susuw sɛnea Yehowa boaa wɔn ma wodii wɔn haw ho dwuma no ho. Afei nea woasua afi mu no, fa toto wo haw no ho. Da Yehowa ase wɔ mmoa a seesei mpo ɔde rema wo no ho. Afei kyerɛ sɛ w’ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama wo no na wo nso hwehwɛ akwan a wobɛfa so de ahyɛ afoforo nkuran na wode aboa wɔn. w21.03 19 ¶22-23

Memeneda, December 31

Mma yɛ agyapade a efi Yehowa hɔ.—Dw. 127:3.

Sɛ moyɛ awarefo na mopɛ sɛ mowo a, mubetumi abisa mo ho sɛ: ‘Yɛbrɛ yɛn ho ase, yɛdɔ Yehowa, na yɛn ani gye n’Asɛm no ho anaa? Enti Yehowa de abofra a ɔsom bo bɛhyɛ yɛn nsa anaa?’ (Dw. 127:4) Sɛ wowɔ mma dedaw a, bisa wo ho sɛ: ‘Mereboa me mma ama wɔahu sɛ adwumaden so wɔ mfaso anaa?’ (Ɔsɛnk. 3:12, 13) ‘Asiane ne nneɛma bɔne a me mma betumi ahyia no, meyɛ nea metumi biara sɛ mɛbɔ wɔn ho ban afi ho anaa?’ (Mmeb. 22:3) Worentumi mmɔ wo mma ho ban mfi ɔhaw nyinaa ho. Nanso sɛ wubetumi aboa wo mma ama wɔagyina ɔhaw a wobehyia wɔ asetenam no ano a, gye sɛ wokɔ so boa wɔn ma wohu sɛnea wɔbɛhwehwɛ afotu afi Bible mu na wɔde abɔ wɔn bra. (Mmeb. 2:1-6) Sɛ wo busuani bi gyae Yehowa som a, fa Onyankopɔn Asɛm boa wo mma ma wonhu nea enti a ɛho hia paa sɛ yedi Yehowa nokware. (Dw. 31:23) Anaa sɛ wo dɔfo bi wu a, boa mmofra no ma wonhu Kyerɛwnsɛm a ebetumi akyekye wɔn werɛ na ama wɔanya asomdwoe.—2 Kor. 1:3, 4; 2 Tim. 3:16. w20.10 27 ¶7

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena