Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es23 kr. 7-17
  • January

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • January
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2023
  • Nsɛmti Nketewa
  • Kwasida, January 1
  • Dwoda, January 2
  • Benada, January 3
  • Wukuda, January 4
  • Yawda, January 5
  • Fida, January 6
  • Memeneda, January 7
  • Kwasida, January 8
  • Dwoda, January 9
  • Benada, January 10
  • Wukuda, January 11
  • Yawda, January 12
  • Fida, January 13
  • Memeneda, January 14
  • Kwasida, January 15
  • Dwoda, January 16
  • Benada, January 17
  • Wukuda, January 18
  • Yawda, January 19
  • Fida, January 20
  • Memeneda, January 21
  • Kwasida, January 22
  • Dwoda, January 23
  • Benada, January 24
  • Wukuda, January 25
  • Yawda, January 26
  • Fida, January 27
  • Memeneda, January 28
  • Kwasida, January 29
  • Dwoda, January 30
  • Benada, January 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2023
es23 kr. 7-17

January

Kwasida, January 1

Wɔyɛ akwankyerɛfo anifuraefo.—Mat. 15:14.

Yesu de akokoduru kasa tiaa nyamesom akannifo a na wɔwɔ ne bere so no efisɛ na nyaatwom adonnɔn wɔn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔmaa Farisifo no hui sɛ wɔyɛ nyaatwomfo efisɛ ɔkwan a na wɔbɛfa so ahohoro wɔn nsa no, na ɛho hia wɔn koraa sen sɛnea na wɔbɛhwɛ wɔn awofo. (Mat. 15:1-11) Nyamesom akannifo no bo fuwii de, nanso ɛno amma Yesu annyae nokware no ka. Yesu san kaa sɛ nyamesom nkyerɛkyerɛ no bi yɛ atoro. Wanka sɛ Onyankopɔn gye nyamesom nkyerɛkyerɛ nyinaa tom. Mmom, ɔkaa sɛ nnipa bebree bɛfa ɔkwan a ɛtrɛw a ɛkɔ ɔsɛe mu no so, nanso ɔkwan ketewaa a ɛkɔ nkwa mu no de, nnipa kakraa bi na ɛbɛfa so. (Mat. 7:13, 14) Ɔmaa emu daa hɔ sɛ nnipa bi bɛyɛ wɔn ho sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso na ɛnyɛ ɔno na wɔresom no. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye wɔ atoro adiyifo ho. Wɔde nguan nhoma kata wɔn ho ba mo nkyɛn, nanso wɔyɛ mpataku a wɔfom aduan. Wɔn aba na mode behu wɔn.”—Mat. 7:15-20. w21.05 9 ¶7-8

Dwoda, January 2

N’anim anyɛ mmɔbɔmmɔbɔ bio.—1 Sam. 1:18.

Ná Hanah ware Lewini bi a ne din de Elkana, na na Elkana dɔ no paa. Nanso na Elkana wɔ yere foforo bi a ne din de Penina. Ná Elkana dɔ Hanah sen Penina, nanso “ná Penina wɔ mma, na Hanah de, na onni ba.” Ɛno nti, daa na Penina bɔ Hanah “akutia de teetee no.” Ɛhaw Hanah paa! Ɛno nti na ‘osu, na na onnidi.’ Nanso biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Hanah pɛ sɛ ɔyɛ biribi de tua Penina ka. Mmom, ɔkaa ne komam asɛm kyerɛɛ Yehowa, na onyaa ahotoso sɛ Yehowa bedi n’asɛm ama no. (1 Sam. 1:2, 6, 7, 10) Dɛn na yebetumi asua afi Hanah asɛm no mu? Sɛ obi pɛ sɛ ɔne wo si akan wɔ biribi ho a, kae sɛ ne nyinaa gyina wo so. Sɛ woma kwan a na ɔne wo besi akan. Sɛ́ anka wode bɔne betua bɔne so ka no, bɔ mmɔden ma asomdwoe ntena wo ne no ntam. (Rom. 12:17-21) Sɛ wansesa ne suban mpo a, wo de wubenya akomatɔyam. w21.07 17 ¶13-14

Benada, January 3

Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yiye wɔ adifudepɛ biara ho.—Luka 12:15.

Anibere nti, Yuda Iskariot yɛɛ biribi a enye koraa, na ɔsan yii Yesu mae. Nanso mfiase no, ɛnyɛ saa na na ɔte. (Luka 6:13, 16) Ɛbɛyɛ sɛ na Yuda yɛ mmɔdenbɔfo a na Yesu betumi de ne ho ato no so, efisɛ ɔno na na ɔhwɛ sika adaka no so. Ɛwom sɛ na Yuda ate sɛ Yesu abɔ nkurɔfo kɔkɔ mpɛn pii wɔ anibere ho, nanso ne nyinaa ampusuw no. Afei de eduu baabi no, ofii ase wiawiaa sika. (Mar. 7:22, 23; Luka 11:39) Aka kakra ama Yesu awu no, asɛm bi sii. Saa bere no na ɛbɛdaa adi sɛ Yuda yɛ oniberefo. Ná Simon kwatani no ato pon ama Yesu ne n’asuafo no, na na Maria ne ne nuabea Marta nso wɔ hɔ bi. Bere a wɔredidi no, Maria sɔree na ohwiee ngo huahuaahuam bi a ne bo yɛ den paa guu Yesu tirim. Yuda ne asuafo a aka no bo fuwii paa. Asuafo a aka no de, ɛbɛyɛ sɛ wɔtee nka sɛ wobetumi de sika no aboa asɛnka adwuma no. Nanso Yuda de, na ɛsono n’adwene koraa; “na ɔyɛ ɔkorɔmfo,” na na ɔpɛ sɛ owiawia sika a ɛwɔ adaka no mu no.—Yoh. 12:2-6; Mat. 26:6-16; Luka 22:3-6. w21.06 18 ¶12-13

Wukuda, January 4

M’asɛm yɛ mmɔbɔ! . . . Hena na obegye me?—Rom. 7:24.

Ɛtɔ da a wote nka sɛ asɛyɛde a egu wo so no dɔɔso ara ma ɛrebu wo kɔn mu anaa? Sɛ saa a, ɛnde wobɛte Paul ase. Ná ɛnyɛ asafo baako pɛ na wɔn ho adwinnwen da no so, na mmom “asafo no nyinaa.” (2 Kor. 11:23-28) Yare koankorɔ bi retenatena w’anigye so anaa? Ná Paul wɔ “ɔhonam mu nsɔe” bi, na ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ yare bi na ɛreteetee no. Ná ɔrepɛ ano aduru denneennen. (2 Kor. 12:7-10) Ɛtɔ da a wo sintɔ nti, w’abam bu anaa? Paul nso, na otumi te nka saa. Ɔkaa mpo sɛ, “M’asɛm yɛ mmɔbɔ!” Nea enti a ɔkaa saa ne sɛ, daa na bɔne a ɛwɔ ne ho ne no di asi. (Rom. 7:21-24) Sɔhwɛ ne ɔhaw a Paul hyiae nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so som Yehowa. Ɛdɛn na ɛboaa no ma onyaa ahoɔden? Ɛwom, na ɔno ara nim bɔne a ɛwɔ ne ho, nanso na ɔwɔ gyidi kɛse wɔ agyede no mu. w21.04 22 ¶7-8

Yawda, January 5

‘Onipa Ba no bae sɛ ɔde ne kra rebɛyɛ agyede de agye nnipa bebree.’—Mar. 10:45.

Ná Adam yɛ pɛ, na na ɔwɔ hokwan sɛ ɔbɛtena ase daa. Nanso bere a ɔyɛɛ bɔne no, saa hokwan no bɔɔ no. Ɛnyɛ ɔno nko ara. Ne mma a na ɔbɛwo wɔn daakye nso, saa hokwan no bɔɔ wɔn. Bɔne a Adam yɛe no, na ɛyɛ anidaho bɔne. Ɔboapa na ɔyɛe. Ne mma nso ɛ? Bɔne a Adam yɛe no, na ne mma nsa nnim na na wonnim ho hwee. (Rom. 5:12, 14) Adam de, na ɔfata paa sɛ wobu no kumfɔ. Na ne mma nso ɛ? Biribi wɔ hɔ a na Yehowa betumi ayɛ de agye wɔn afi owu mu anaa? Yiw! Bere a Adam yɛɛ bɔne no, ankyɛ koraa na Yehowa kyerɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so agye Adam asefo afi bɔne ne owu mu. Ɔkwan a Yehowa bɛfa so agye wɔn no, ɔdaa no adi nkakrankakra. (Gen. 3:15) Yɛnyɛ pɛ nanso agyede no nti, yebetumi ayɛ Yehowa nnamfo paa. Agyede no nti, wɔbɛsɛe Ɔbonsam nnwuma nyinaa. (1 Yoh. 3:8) Agyede no nti, nea enti a Yehowa bɔɔ asase no bɛba mu. Asase nyinaa bɛyɛ paradise. w21.04 14 ¶1; 19 ¶17

Fida, January 6

Momma wɔmmɔ mo mu biara asu.—Aso. 2:38.

Ná mmea ne mmarima bebree a wofi aman horow so na wɔka kasa ahorow aboa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Saa da no, biribi a ɛyɛ nwonwa sii. Prɛko pɛ Yudafo no bi fii ase kaa ahɔho a wofi aman horow so aba no kurom kasa! Wei maa wɔn ho dwiriw wɔn. Nanso nea ɛmaa wɔn ho dwiriw wɔn paa ne asɛm a na Yudafo no reka ne nea ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ wɔn a na ahyia hɔ no. Asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no bi ne sɛ, sɛ wogye Yesu Kristo di a, wobetumi anya nkwa. Saa asɛm no pusuw nnipadɔm no paa. Nokwasɛm ne sɛ, asɛm no kanyan nkurɔfo no ara ma wobisae sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ?” Ɛnna Petro kaa sɛ: “Momma wɔmmɔ mo mu biara asu.” (Aso. 2:37, 38) Nea esii wɔ ɛno akyi koraa de, yɛnka. Bɛyɛ nnipa 3,000 bɔɔ asu saa da no ara bɛyɛɛ Kristo asuafo. Asuafoyɛ adwuma kɛse a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ no, nea esii wɔ ha yi na wɔde fii ase. Saa adwuma no atoa so ara abedu nnɛ. w21.06 2 ¶1-2

Memeneda, January 7

Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, nanso Onyankopɔn na ɔma ɛkɔɔ so nyinii. Enti ɛnyɛ nea odua na ɔyɛ biribi, ɛnna ɛnyɛ nea ogugu so nsu nso, na mmom Onyankopɔn a ɔma enyin no.—1 Kor. 3:6, 7.

Ebia baabi a yɛte no, ɛyɛ den sɛ yebenya nkurɔfo ne wɔn asua Bible. Ebia ebinom ani nnye asɛm a yɛka no ho anaa mpo wɔsɔre tia yɛn. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛakɔ so anya gyidi sɛ wobetie? Kae sɛ, wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi, nneɛma tumi sesa wɔ nnipa asetena mu prɛko pɛ. Enti wobɛhwɛ no, na wɔn a bere bi na wɔn ani nnye asɛm no ho no abehu sɛ afei de wohia Onyankopɔn akwankyerɛ. (Mat. 5:3) Ebinom nso wɔ hɔ a, kan no na wɔmpɛ yɛn nhoma no koraa, nanso akyiri yi wɔmaa kwan ma yɛne wɔn suaa Bible. Afei nso, yenim sɛ Yehowa ne afuw Wura no. (Mat. 9:38) Ɔpɛ sɛ yɛkɔ so dua na yegugu so nsu, nanso Ɔno na ɔma enyin. Sɛ seesei yentumi ne obi nyɛ Bible adesua mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ Bible adesua dodow a yɛbɛyɛ na Yehowa bɛhwɛ ho atua yɛn ka na mmom yɛn mmɔdenbɔ. Wei nhyɛ yɛn nkuran anaa? w21.07 6 ¶14

Kwasida, January 8

Mma yɛ agyapade a efi Yehowa hɔ.—Dw. 127:3.

Yehowa ama nnipa tumi a wɔde wo, na ɔde ahyɛ wɔn nsa nso sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔnnɔ no, na wɔnsom no. Ɛwom sɛ Yehowa ahyira abɔfo no paa de, nanso wamfa hokwan yi amma wɔn. Enti sɛ woyɛ ɔwofo a, ma hokwan a woanya de awo mma no nsom bo mma wo paa. Yehowa de adwuma bi a ɛho hia paa ahyɛ awofo nsa sɛ wɔntete wɔn mma wɔ “Yehowa nteɛso ne ne kasakyerɛ mu.” (Efe. 6:4; Deut. 6:5-7) Nea ɛbɛyɛ na awofo atumi ayɛ saa adwuma yi yiye no, Onyankopɔn ahyehyɛde no de Bible mu nsɛm ayɛ nhoma, video ahorow, nnwom ne Intanɛt so nneɛma pii ama wɔn. Biribiara kyerɛ sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no ne ne Ba no pɛ mmofra asɛm paa. (Luka 18:15-17) Sɛ awofo de wɔn ho to Yehowa so, na wɔyɛ nea wobetumi biara de hwɛ wɔn mma a wɔsom bo no a, ɛma Yehowa ani gye paa. Awofo a wɔyɛ saa no, ɛma wɔn mma nya hokwan a wɔde bɛba abɛka Yehowa abusua no ho daa! w21.08 5 ¶9

Dwoda, January 9

Gyidi yɛ . . . adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ biribi a yɛn ani nhu wɔ hɔ ankasa.—Heb. 11:1.

Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ yɛka sɛ obi wɔ gyidi a, ɛkyerɛ sɛ ogye di sɛ biribi wɔ hɔ kɛkɛ a onni nnyinaso biara. Nanso, Bible ma yehu sɛ ɛno nyɛ gyidi ankasa. Hyɛ no nsow sɛ gyidi a yɛwɔ wɔ nneɛma a yenhu mu te sɛ Yehowa, Yesu, ne ɔsoro Ahenni no, egyina adanse a edi mu so. (Heb. 11:3) Abɔde mu nyansahufo bi a wabɛyɛ Yehowa Danseni ka sɛ: “Yɛn gyidi no wɔ nnyinaso, na nokwasɛm a nyansahufo ahu no, yɛmmɔ ngu.” Ebia yebebisa sɛ, ‘Sɛ adanse a edi mu wɔ hɔ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a, ɛnde adɛn nti na nnipa pii gye di sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma a nkwa wom?’ Nokwasɛm ne sɛ ebinom nyɛɛ asɛm no mu nhwehwɛmu biara nhuu adanse a ɛwɔ hɔ no. Robert a seesei ɔyɛ Yehowa Danseni no ka sɛ: “Yɛwɔ sukuu no, yɛn akyerɛkyerɛfo anka adebɔ ho asɛm da, enti na m’adwene yɛ me sɛ ɛnyɛ obiara na ɔbɔɔ ade. Mante adebɔ ho asɛm ara kosii sɛ midii mfe 20 ne kakra. Saa bere no na wɔnam Bible no so maa me adebɔ ho nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom na edi mu.” w21.08 15 ¶4-5

Benada, January 10

Monka nhwɛ na munhu sɛ Yehowa ye.—Dw. 34:8.

Sɛ yɛkenkan Bible, na yetie nea afoforo ka fa sɛnea Yehowa ahyira wɔn no ho a, yebetumi asua biribi afa Yehowa papayɛ ho. Nanso sɛ yɛn ankasa ‘ka’ Yehowa papayɛ ‘hwɛ’ a, ɛnna yebehu sɛnea Yehowa ye fa. Momma yɛnhwɛ nhwɛso bi. Yɛmfa no sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ bere nyinaa som adwuma no bi. Nanso sɛ yebetumi adu saa botae no ho a, gye sɛ yetwitwa nneɛma so wɔ yɛn asetena mu. Yenim ɛbɔ a Yesu hyɛɛ yɛn sɛ, sɛ yɛde Onyankopɔn Ahenni di kan a, Yehowa de nneɛma a yehia ankasa bɛka ho ama yɛn no, nanso yɛn ankasa de, yenhuu biribi saa da wɔ yɛn asetena mu. (Mat. 6:33) Nanso esiane sɛ yegye Yesu bɔhyɛ no di nti, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenyɛ atotɔatotɔ, na yɛtew bere a yɛde yɛ adwuma no so. Afei yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no nso. Sɛ yɛyɛ saa a, yebehu sɛ ɛyɛ ampa sɛ Yehowa ma yɛn nsa ka nea yehia. Wei bɛma ‘yɛaka’ Yehowa papayɛ ‘ahwɛ.’ w21.08 26 ¶2

Wukuda, January 11

Wɔbɛpo nkyerɛkyerɛ pa no.—2 Tim. 4:3.

Ɛnnɛ nso saa na nkurɔfo te anaa? Yiw. Ɛnnɛ, nnipa bɛn saa na asɔfo pii pɛ sɛ wɔba wɔn asɔre? Wɔn a wɔagye din, asikafo, ne wɔn a wiase no bu wɔn sɛ anyansafo na wɔpɛ. Mpɛn pii no saa nkurɔfo yi suban ne wɔn abrabɔ ne Onyankopɔn mmara nhyia, nanso asɔfo no gye wɔn tom. Yehowa asomfo a wɔde nsi resom no na wɔbɔ bra pa no de, asɔfo yi mfa wɔn nyɛ hwee, efisɛ wiase no bu wɔn sɛ mfaso nni wɔn so. Sɛnea Paul kae no, wɔn a wiase no ‘bu wɔn animtiaa’ na Onyankopɔn apaw wɔn. (1 Kor. 1:26-29) Yehowa de, n’asomfo nyinaa som bo ma no. Yɛbɛyɛ dɛn na adwene a wiase no wɔ no annaadaa yɛn? (Mat. 11:25, 26) Mma adwene a nkurɔfo wɔ wɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho no nnaadaa wo. Hu sɛ ahobrɛasefo nko ara na Yehowa ma wɔyɛ n’apɛde. (Dw. 138:6) Nnipa a wiase no bu wɔn sɛ wɔnyɛ animdefo anaa nhomanimfo no, hwɛ nneɛma akɛseakɛse a Yehowa nam wɔn so atumi ayɛ. w21.05 8 ¶1; 9 ¶5-6

Yawda, January 12

Mobrɛɛ me biribi ma mede yɛɛ nea mihia.—Filip. 4:16.

Bere a anuanom boaa ɔsomafo Paul no, ɔkyerɛɛ ho anisɔ. Esiane sɛ ɔbrɛ ne ho ase nti, wanka da sɛ onhia anuanom mmoa. (Filip. 2:19-22) Yɛn nuanom a mo ani afi, akwan pii wɔ hɔ a mubetumi afa so akyerɛ sɛ mo ani sɔ mmerante ne mmabaa a ɛwɔ asafo no mu no. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ kar ho nhyehyɛe ma wo, wokodi gua brɛ wo, anaa wɔyɛ nneɛma foforo ma wo a, mpopo wo ti. Kae sɛ, ɛyɛ ɔkwan baako a Yehowa refa so akyerɛ sɛ ɔdɔ wo. Sɛ wopene so ma wɔboa wo a, ebetumi ama moabɛyɛ nnamfo a mframa mfa mo ntam. Bere nyinaa, fa yɛ wo botae sɛ wobɛboa wo nnamfo a wɔn mfe nkɔɔ anim no ma wɔatumi asom Yehowa yiye. Na sɛ wuhu sɛ wɔreyere wɔn ho sɛ wobenya nkɔso wɔ asafo no mu a, fa anigye kamfo wɔn. Bio nso, ɛyɛ a nya bere ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ na ka w’asetena mu suahu kyerɛ wɔn. Sɛ woyɛ saa a, mmerante ne mmabaa a Yehowa atwe wɔn aba asafo no mu no, ‘ɛbɛkyerɛ sɛ w’ani sɔ’ wɔn.—Kol. 3:15; Yoh. 6:44; 1 Tes. 5:18. w21.09 11-12 ¶12-13

Fida, January 13

Saa mmɔborɔhunu yi nti, adekyee hann fi soro bepue yɛn so.—Luka 1:78.

Yehowa dɔ yɛn nuanom nyinaa. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛdɔ yɛn nuanom Kristofo. Efisɛ ɛsono yɛn mu biara amammerɛ ne baabi a wɔtetee yɛn. Afei nso, mfomso wɔ yɛn nyinaa ho, enti yetumi yɛ ade ma ɛhyɛ afoforo abufuw. Ne nyinaa mu no, yebetumi aboa ma ɔdɔ ne baakoyɛ atena yɛne yɛn nuanom ntam. Yɛbɛyɛ no sɛn? Ɛne sɛ yebesuasua yɛn Agya Yehowa, na yɛadɔ yɛn nuanom. (Efe. 5:1, 2; 1 Yoh. 4:19) Obi a ɔwɔ mmɔborɔhunu no, ɔhwɛ nea obetumi ayɛ de aboa nkurɔfo na wakyekye wɔn werɛ. Yesu suasuaa Yehowa mmɔborɔhunu, enti ɔno nso huu nkurɔfo mmɔbɔ. (Yoh. 5:19) Bere bi Yesu huu nnipadɔm bi, na “wɔyɛɛ no mmɔbɔ efisɛ na wɔayɛ sɛ nguan a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ a wonni hwɛfo.” (Mat. 9:36) Ɛnyɛ sɛ Yesu tee nka maa wɔn kɛkɛ, na mmom ɔyɛɛ biribi de boaa wɔn. Ɔsaa ayarefo yare, na ɔmaa wɔn a ‘wɔabrɛ na wɔde nnesoa asoa wɔn’ no ho dwoo wɔn.—Mat. 11:28-30; 14:14. w21.09 22 ¶10-11

Memeneda, January 14

[Onyankopɔn huu] wɔn mmɔbɔ; ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn, na wansɛe wɔn.—Dw. 78:38.

Yehowa dɔ yɛn nti, ohu yɛn mmɔbɔ. Honhom kaa ɔsomafo Paul ma ɔkyerɛwee sɛ Onyankopɔn “mmɔborɔhunu dɔɔso.” Ɛha yi, nea na Paul reka ho asɛm ne sɛ, Onyankopɔn mmɔborɔhunu nti n’asomfo a bɔne wɔ wɔn ho no, wasra wɔn ama wɔanya anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro. (Efe. 2:4-7) Nanso ɛnyɛ n’asomfo a wasra wɔn no nko ara na wayi mmɔborɔhunu adi akyerɛ wɔn. Odwontofo Dawid kaa sɛ: “Yehowa da ne papayɛ adi kyerɛ obiara, na ne nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu.” (Dw. 145:9) Yehowa dɔ nnipa, enti bere biara a obenya nnyinaso papa bi no, ɔda mmɔborɔhunu adi. Sɛ yɛreka obi a onim sɛnea Yehowa da mmɔborɔhunu adi paa a, ɛyɛ Yesu. Yehowa ne ne Ba no boom tenaa soro mfe mpempem pii ansa na Yesu reba asaase so. (Mmeb. 8:30, 31) Mpɛn pii no, Yesu huu sɛnea ne papa yii mmɔborɔhunu adi kyerɛɛ nnipa abɔnefo. (Dw. 78:37-42) Yesu nkyerɛkyerɛ mu no, na ɔtaa twe adwene si ne Papa su a ɛyɛ fɛ yi so. w21.10 9 ¶4-5

Kwasida, January 15

Agya, hyɛ wo din anuonyam.—Yoh. 12:28.

Yehowa ankasa de nne kɛse buaa saa mpaebɔ no, na ɔkaa sɛ ɔbɛhyɛ ne din anuonyam. Yesu som adwuma no mu nyinaa, ɔhyɛɛ n’Agya din no anuonyam. (Yoh. 17:26) Enti nokware Kristofo te nka sɛ, ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn din na wɔama afoforo ahu. Asomafo no bere so no, bere a Kristofo asafo no fii ase no, ankyɛ koraa na Yehowa ‘dan n’ani kɔɔ amanaman no so yii nnipa bi fii wɔn mu de ne din too wɔn so.’ (Aso. 15:14) Tete Kristofo no, na ɛyɛ wɔn ahohoahoa sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn din no na wɔama nkurɔfo nso ahu. Sɛ na wɔreyɛ asɛnka adwuma no a, na wɔbɔ Onyankopɔn din no, na Bible mu nhoma a wɔkyerɛwee nso, wɔde din no baa mu. Nea wɔyɛe yi kyerɛ sɛ, wɔn nko ara na na Onyankopɔn din da wɔn so. (Aso 2:14, 21) Saa ara na ɛnnɛ nso, Yehowa Adansefo nko ara na Yehowa din da wɔn so. w21.10 20-21 ¶8-10

Dwoda, January 16

‘Dwinnwen Yehowa dɔ a enni huammɔ no ho.’—Dw. 107:43.

Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ wɔ hɔ daa. Sɛnea Yehowa dɔ a enni huammɔ wɔ hɔ daa no, wɔaka ho asɛm mpɛn 26 wɔ Dwom 136. Nkyekyɛm a edi kan no ka sɛ: “Monna Yehowa ase, efisɛ oye; ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.” (Dw. 136:1) Efi nkyekyɛm 2 kosi 26 no, emu biara ka sɛ, “na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.” Sɛ yɛkan Dwom 136 no nyinaa a, yehu sɛ Yehowa kɔ so fa akwan pii so da ne dɔ a enni huammɔ adi. Wei ka yɛn koma paa. Asɛm a ɛne, “na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa” no ma yenya awerɛhyem sɛ ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma n’asomfo no nsesa. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛahu sɛ Yehowa mpere ne ho nnyae n’asomfo akyi di! Mmom, wɔn a wɔsom no no, ɔbata wɔn ho denneennen, ɛnkanka bere a wɔakɔ ahohia mu no. Esiane sɛ yenim sɛ Yehowa bata yɛn ho denneennen nti, ɛma yɛn ani gye, na ɛhyɛ yɛn den ma yegyina ahohia a yɛfa mu no ano, na yɛkɔ so fa nkwa kwan no so.—Dw. 31:7. w21.11 4 ¶9-10

Benada, January 17

Mommma mo koma nntu. Munnye Onyankopɔn nni.—Yoh. 14:1.

Ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe atoro som, Gog a ofi Magog bɛtow ahyɛ Onyankopɔn asomfo so, na ɛbɛkɔ akɔtwe Harmagedon ko no aba. Ɛtɔ da na wudwinnwen nea ɛreba no ho a, ɛyɛ a wo yam hyehye wo anaa? Woabisa wo ho pɛn sɛ, ‘Sɛ nneɛma a ɛyɛ hu yi resisi a, metumi adi nokware akosi awiei?’ Sɛ woabisa saa asɛm yi pɛn a, ɛnde Yesu nsɛm a ɛwɔ ɛnnɛ daa asɛm yi mu no bɛboa wo paa. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Mommma mo koma nntu. Munnya gyidi.’ Sɛ yɛn gyidi yɛ den a, nea ɛbɛba biara, yebenya akokoduru de agyina ano. Sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ sɔhwɛ a yehyia nnɛ no ho a, ɛbɛma yɛahu nea yɛbɛyɛ de ahyɛ yɛn gyidi den. Ebia yebehu sɛ ntokuru abɛdeda yɛn gyidi mu, enti ehia sɛ yetuatua. Wei bɛboa yɛn ama yɛn gyidi ayɛ den, na yɛatumi agyina sɔhwɛ a yebehyia daakye no ano. Sɔhwɛ biara a yebehyia no, sɛ yetumi gyina ano a, ɛma yɛn gyidi no bi bɛka ho. Ɛba saa a, ɛbɛma yɛatumi agyina sɔhwɛ biara a yebehyia daakye no ano. w21.11 20 ¶1-2

Wukuda, January 18

Meyɛ mmerɛw a, ɛno mmom na minya ahoɔden.—2 Kor. 12:10.

Ɔsomafo Paul tuu Timoteo fo sɛ ɔnyɛ ne som adwuma pɛpɛɛpɛ. Saa asɛm no fa Kristofo nyinaa nso ho. (2 Tim. 4:5) Nanso, ɛtɔ da a na ayɛ den. Aman bi wɔ hɔ a, wɔabara yɛn adwuma no fã bi. Baabi mpo de, wɔabara adwuma no koraa. Wo de, hwɛ yɛn nuanom a wɔwɔ saa aman no so no. Yehowa nkurɔfo hyia ɔhaw ne amanehunu bebree a ebetumi abu wɔn aba mu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, anuanom bebree yɛ adwuma nnɔnhwerew pii ansa na nneɛma nketenkete a wɔn mmusua hia mpo, wɔn nsa aka. Wonyae a, anka wɔde bere pii bɛyɛ asɛnka adwuma no, nanso nnawɔtwe no bɛba awiei no, na wɔabrɛ sɛɛ tam. Anuanom bi nso, yare reteetee wɔn paa, enti wontumi nyɛ asɛnka adwuma no sɛnea wɔpɛ. Ebinom nso wɔ hɔ a, onyin ama wɔaka fie, enti wontumi nkɔ asɛnka sɛnea wɔpɛ. Afoforo nso de, daa wɔte nka sɛ wɔn so nni mfaso, anaa wɔn ho nhia Yehowa. Sɛ yɛn haw te sɛn oo, ɛte sɛn oo, Yehowa betumi ahyɛ yɛn den ama yɛakɔ so asom no sɛnea yɛn ahoɔden bɛma yɛn kwan. w21.05 20 ¶1-3

Yawda, January 19

‘Mungu mo Nyankopɔn din ho fĩ.’—Lev. 19:12.

Ɛtɔ da a, afoforo bepiapia yɛn sɛ yɛnyɛ nneɛma a ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam. Wɔyɛ saa a, ɛsɛ sɛ yehu nea yɛbɛyɛ. Momma yɛnhwɛ nnyinasosɛm kamakama bi a ɛwɔ Leviticus 19:19. Ne fã bi ka sɛ: “Monnhyɛ ataade a wɔde nhama ahorow abien afra anwene.” Saa mmara no maa Israelfo daa nsow fii amanaman a na atwa wɔn ho ahyia no ho. Nanso ɛnnɛ, esiane sɛ yɛnhyɛ Mmara no ase nti, sɛ obi hyɛ ataade anaa ofura ntama a wɔde asaawa ne polyester, anaa naelɔn ne sirikyi afra ayɛ a, mfomso biara nni ho. Nanso yɛmpɛ sɛ yesuasua nnipa a wɔn gyidi ne wɔn nneyɛe ne Bible nkyerɛkyerɛ bɔ abira. Yɛn abusuafo de, yɛpɛ wɔn asɛm paa na wɔn a ɛte bɛn yɛn nso, yɛne wɔn nte no bɔne. Nanso, sɛ yɛresisi gyinae a ɛho hia wɔ asetenam a, yɛpɛ sɛ yɛyɛ soronko efisɛ Yehowa na yɛsom no. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ kronkron a, wei ho hia paa.—2 Kor. 6:14-16; 1 Pet. 4:3, 4. w21.12 5 ¶14; 6 ¶16

Fida, January 20

Ɔpon teateaa ne ɔkwan ketewa no ne nea ɛkɔ nkwa mu.—Mat. 7:14.

Obi pɛ a, obetumi ahu saa kwan no. Yesu kaa sɛ: “Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa, na mubehu nokware no, na nokware no beyi mo afi nkoasom mu.” (Yoh. 8:31, 32) Eye paa sɛ woanni nnipadɔm no akyi, na mmom wohwehwɛɛ nokware no. Wufii ase dɔɔ Onyankopɔn Asɛm no mu asukɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ, na woyɛɛ aso maa Yesu nkyerɛkyerɛ. Wusuae sɛ, Yehowa pɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi atorosom nkyerɛkyerɛ ho. Afei nso, afahyɛ biara a efi abosonsom mu no, ɔpɛ sɛ yegyae di. Bio nso, wubehui sɛ ebetumi ayɛ den sɛ obi begyae abrabɔ a ɛnsɔ Yehowa ani na wayɛ nea Yehowa pɛ. (Mat. 10:34-36) Ebia wobrɛɛ mu ansa na woretumi asesa w’abrabɔ. Nanso wumiaa w’ani efisɛ wodɔ wo soro Agya no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ womaa ne koma tɔɔ ne yam!—Mmeb. 27:11. w21.12 22 ¶3; 23 ¶5

Memeneda, January 21

Me ba, tie, na gye me nsɛm tom.—Mmeb. 4:10.

Sɛ yɛreka wɔn a wodii mfomso kɛse, na wotiee afotu a, yɛrentumi nka nnyaw Mose. Bere bi, ne bo fuwii paa, na anuonyam a ɛfata Yehowa no, wamfa amma no. Wei nti, wannya hokwan ankɔ Bɔhyɛ Asaase no so bi. (Num. 20:1-13) Asɛm no hyee Mose paa. Bere a ɔkɔfaa ɛho asɛm bae no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mmɔ asɛm yi so nkyerɛ me bio.” (Deut. 3:23-27) Mose bo amfuw. Mmom ogyee nea Yehowa kae no toom, na Yehowa nso ma ɔkɔɔ so dii Israel man no anim. (Deut. 4:1) Mose tiee afotu, enti ɛfata sɛ yesuasua no. Bere a hokwan a ɛsom bo paa ma no fii ne nsa mpo no, ɔkɔɔ so ara dii Yehowa nokware de kyerɛe sɛ, ogye n’afotu tom. Nhwɛso a mmarima anokwafo te sɛ Mose yɛe no, sɛ yesuasua a, ɛbɛboa yɛn. (Mmeb. 4:11-13) Saa pɛpɛɛpɛ na yɛn nuanom bebree ayɛ. w22.02 11 ¶9-10

Kwasida, January 22

Yesu sui.—Yoh. 11:35.

Awɔw bere mu wɔ afe 32 Y.B. mu no, yare bɔɔ Lasaro a na ɔyɛ Yesu adamfo paa no ma owui. (Yoh. 11:3, 14) Ná Lasaro wɔ nua mmea mmienu; wɔn din de Maria ne Marta. Ná Yesu dɔ saa abusua yi paa. Bere a Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔde mmirika kohyiaa no. Ɔkaa sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” (Yoh. 11:21, 32, 33) Ɛbɛyɛ sɛ ɔreka saa asɛm no, na ne werɛ ahow paa. Awerɛhow a na Maria ne Marta redi wɔ Lasaro wu no ho a Yesu hui no, yebetumi aka sɛ ɛno na ɛmaa Yesu sui. Sɛ wo dɔfo bi awu a, Yehowa nim sɛnea wote nka. Yesu ‘da n’Agya nipaban adi pɛpɛɛpɛ.’ (Heb. 1:3) Bere a Yesu sui no, na ɔreda sɛnea n’Agya te nka no adi. (Yoh. 14:9) Sɛ obi a wodɔ no awu ma woredi awerɛhow a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa nim nea worefa mu, na ɔte nka ma wo paa. Ɔpɛ sɛ ɔsa wo koma a abubu no yare.—Dw. 34:18; 147:3. w22.01 15 ¶5-7

Dwoda, January 23

Gyidi nam nea wɔte so na ɛba.—Rom. 10:17.

Sɛ wunya bere ne Yehowa kasa, wutie no, na wudwinnwen ne ho a, wubenya so mfaso bebree. Nea edi kan, ɛbɛboa wo ama woasisi gyinae pa. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, “nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.” (Mmeb. 13:20) Nea ɛto so mmienu, ɛbɛma woatumi akyerɛkyerɛ yiye. Sɛ yɛne obi resua Bible a, yɛn botae baako a ɛho hia paa ne sɛ, yɛbɛboa onii no ama wabɛn Yehowa. Sɛ yɛtaa ne yɛn soro Agya no kasa a, ɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no akɔ so anyin. Ɛba saa a, ɛrenyɛ den mma yɛn sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn Bible suani ama wadɔ Yehowa. Yesu nhwɛso no ma yehu sɛ wei yɛ nokware. Sɛnea ɔde anigye kaa n’Agya ayamhyehye ne ne dɔ ho asɛm no, anyɛ den koraa amma n’akyidifo anokwafo no sɛ, wɔn nso bɛba abɛdɔ Yehowa. (Yoh. 17:25, 26) Nea ɛto so mmiɛnsa, ɛbɛhyɛ wo gyidi den. Sɛ woka kyerɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wo akwankyerɛ, ɔnkyekye wo werɛ anaa ɔnwowaw wo a, ɛyɛ a dɛn na esi? Bere biara a Yehowa bebua saa mpaebɔ no, ɛto wo gyidi so.—1 Yoh. 5:15. w22.01 30 ¶15-17

Benada, January 24

Munyi suban dedaw no ne ne nneyɛe ngu.—Kol. 3:9.

Yehowa pɛ sɛ yeyi nsusuwii bɔne ne nneyɛe bɔne gu, efisɛ ɔdɔ yɛn paa na ɔpɛ sɛ yɛn ani gye. (Yes. 48:17, 18) Onim sɛ wɔn a wontumi nhyɛ wɔn ho so nti wɔyɛ bɔne no, wopira wɔne afoforo. Sɛ Yehowa hu sɛ yɛn nneyɛe nti, yɛakɔfa ɔhaw abɛto yɛne afoforo so a, ɛyɛ ne yaw. Sɛ yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛsesa yɛn suban a, ebia mfiase no, yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo binom bɛserew yɛn. (1 Pet. 4:3, 4) Ebia wɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yebetumi ayɛ nea yɛpɛ, na ɛnsɛ sɛ yɛma obi kyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Nanso wɔn a wɔmfa Yehowa akwankyerɛ nyɛ hwee no, ɛnkyerɛ sɛ wɔde wɔn ho. Nea ɛwom paa ne sɛ, wiase a Satan di so no na ɛkyerɛ wɔn kwan. (Rom. 12:1, 2.) Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa si gyinae bi: Ɛne sɛ, yɛn suban dedaw a bɔne ne Satan wiase no kyerɛ no kwan no, yɛbɛkɔ so atena mu, anaasɛ yɛbɛma kwan ma Yehowa asesa yɛn suban ama yɛayɛ nipa pa?—Yes. 64:8. w22.03 3 ¶6-7

Wukuda, January 25

Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu, na ano yɛ nnam sen sekan anofanu biara, . . . na etumi hu komam adwene ne emu nsusuwii.—Heb. 4:12.

Sɛ ɔhaw bi to yɛn na yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm dwinnwen ho a, ɛremma yɛn haw no mmunkam yɛn so. Yɛnhwɛ sɛnea Bible boaa onuawa bi a ne kunu awu. Asafo mu panyin bi ka kyerɛɛ onuawa no sɛ, sɛ ɔkenkan Hiob nhoma no a, nneɛma pa pii wom a ebetumi aboa no. Bere a ofii ase kenkanee no, ade a edi kan a ɔyɛe ne sɛ, ɔkasa tiaa Hiob sɛ ɔde n’adwene si ne haw no so dodo. Bere a ɔredwen ho no, ɔkaa no ne tirim sɛ: “Hiob! Gyae saa, nnwen wo nko ara wo haw ho!” Nanso akyiri yi, obehui sɛ ɔno nso suban reyɛ ayɛ sɛ Hiob de no bi. Wei boaa no ma ɔsesaa n’adwene na ɛhyɛɛ no den maa otumi gyinaa ɛyaw a ne kunu wu de aba no ano. Fekuw a yɛne yɛn nuanom Kristofo bɔ no, ɛno nso yɛ ɔkwan foforo a Yehowa fa so ma yɛn ahoɔden. Paul kyerɛwee sɛ na ne ho pere no sɛ ɔne ne nuanom Kristofo nyinaa, “obiara . . . bɛhyɛ ne yɔnko nkuran.”—Rom. 1:11, 12. w21.05 22 ¶10-11; 24 ¶12

Yawda, January 26

Di afahyɛ no nnanson fa hyɛ Yehowa wo Nyankopɔn anuonyam wɔ baabi a Yehowa bɛpaw no.—Deut. 16:15.

Yehowa ka kyerɛɛ tete Israelfo no sɛ: “Afe biara mmarima a wɔwɔ mo mu nyinaa bɛba abegyina Yehowa mo Nyankopɔn anim mprɛnsa wɔ baabi a ɔbɛpaw.” (Deut. 16:16) Ná ɛsɛ sɛ wogyaw wɔn afie ne wɔn mfuw hɔ a obiara nhwɛ so. Nanso Yehowa hyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Mprɛnsa a wobɛkɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim no, obiara ani remmere w’asaase.” (Ex. 34:24) Esiane sɛ Israelfo no de wɔn ho too Yehowa so koraa nti, afe biara na wokodi afahyɛ ahorow no. Wei ma wonyaa nhyira pii. Ebi ne sɛ, ɛma wɔtee Onyankopɔn Mmara no ase yiye, wodwinnwen ne papayɛ ho, na wɔne wɔn mfɛfo gyidifo bɔɔ fekuw de hyehyɛɛ wɔn ho nkuran. Yɛn nso, sɛ yɛde nneɛma bɔ afɔre na yɛkɔ Kristofo nhyiam a, yenya nhyira koro no ara bi. Sɛ yesua ade ansa na yɛakɔ, na yɛma mmuae tiawa a ɛtɔ asom a, ɛma Yehowa ani gye paa. w22.03 22 ¶9

Fida, January 27

Obetumi atwitwa agye wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.—Heb. 2:18.

Ná Yehowa retete Yesu ama daakye watumi ayɛ n’adwuma sɛ yɛn Sɔfo Panyin. Nea Yesu faa mu no ma ohui sɛ, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebetie Onyankopɔn bere a yɛrehyia sɔhwɛ a emu yɛ den paa. Ne ho yeraw no ara ma ɔde “nteɛm a emu yɛ den ne nusu” bɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa. Amanehunu ne ateetee a Yesu faa mu nti, ɔte yɛn ase, enti sɛ ‘wɔsɔ yɛn hwɛ’ a, “obetumi atwitwa agye” yɛn. Yɛda Yehowa ase paa sɛ wama yɛn Ɔsɔfo Panyin mmɔborɔhunufo a obetumi ‘ate yɛn mmerɛwyɛ ase’! (Heb. 2:17, 4:14-16; 5:7-10) Yehowa maa kwan maa Yesu huu amane saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde bebua asɛm bi a ehia. Ɛne sɛ: Nnipa betumi akɔ so adi Yehowa nokware bere a wɔrehyia sɔhwɛ a emu yɛ den paa anaa? Satan aka sɛ obiara nni hɔ a obetumi ayɛ saa! Waka sɛ, nea nnipa pɛ sɛ wonya fi Onyankopɔn hɔ nti na wɔsom no na wɔnnɔ Yehowa. (Hiob 1:9-11; 2:4, 5) Yesu kɔɔ so dii nokware, na ɔnam so kyerɛe sɛ Satan yɛ ɔtorofo. w21.04 16-17 ¶7-8

Memeneda, January 28

‘Enti monkɔ nkɔyɛ asuafo, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.’—Mat. 28:19, 20.

Ansa na Bible suani bi bɛbɔ asu no, ɛsɛ sɛ ɔde nea Bible kyerɛkyerɛ bɔ ne bra. Sɛ Bible suani fi ase de nea ɔresua no bɔ ne bra a, na ɔreyɛ n’ade te sɛ “onyansafo bi” a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho bi mu no. Saa onyansafo yi tutuu fam kɔ akyiri na osii ne dan sii ɔbotan so. (Mat. 7:24, 25; Luka 6:47, 48) Boa wo suani ma ɔnyɛ nsakrae wɔ n’abrabɔ mu. (Mar. 10:17-22) Ná Yesu nim sɛ ɛbɛyɛ den ama osikani sɛ ɔbɛtɔn n’ahode nyinaa. (Mar. 10:23) Nanso Yesu ka kyerɛɛ saa ɔbarima no sɛ ɔnyɛ saa nsakrae a ne yɛ nna fam no. Adɛn ntia? Efisɛ na Yesu dɔ no. Ɛtɔ da a yɛtwentwɛn so sɛ yɛbɛhyɛ yɛn Bible suani bi nkuran sɛ ɔmfa nea ɔresua no mmɔ ne bra, efisɛ ɛyɛ a ɛyɛ yɛn sɛ bere nsoe sɛ ɔbɛyɛ nsakrae a ɛte saa. (Kol. 3:9, 10) Nanso sɛ wo ne wo suani no ka ho asɛm ntɛm a, obehu hia a ehia sɛ ofi ase yɛ nsakrae. Sɛ wo ne no bɔ saa nkɔmmɔ no a, obehu sɛ wopɛ no yiye.—Dw. 141:5; Mmeb. 27:17. w21.06 3 ¶3, 5

Kwasida, January 29

‘Kristo gyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.’—1 Pet. 2:21.

Animia a Yesu de gyinaa amanehunu mu de yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn no, ɛno ne ade pɔtee a na ɔsomafo Petro reka ho asɛm. Nanso yebetumi asuasua Yesu wɔ nneɛma foforo pii mu nso. (1 Pet. 2:18-25) Nea ɛte ne sɛ, Yesu abrabɔ nyinaa, kyerɛ sɛ, nea ɔkae ne nea ɔyɛe nyinaa yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yesuasua. Nnipa a bɔne wɔ yɛn ho yi, wugye di sɛ yebetumi asuasua Yesu ama ayɛ yiye? Yiw, yebetumi. Kae sɛ, nea Petro kae ne sɛ, ‘munni Yesu anammɔn akyi pɛɛ,’ na wanka sɛ yenni n’anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ. Sɛ yɛyɛ ahwɛyiye di Yesu anammɔn akyi, kyerɛ sɛ, yɛn bɔne nyinaa akyi no, sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara suasua no a, ɛkyerɛ sɛ yɛde asɛm a ɔsomafo Yohane kae no reyɛ adwuma. Ɔkaa sɛ: ‘Monkɔ so nnantew sɛnea Yesu nantewee no.’ (1 Yoh. 2:6) Sɛ yedi Yesu anammɔn akyi a, ɛbɛma yɛne Yehowa ayɔnkofa mu ayɛ den. Adɛn nti na yɛreka saa? Ná Yesu abrabɔ di mu, na ama yɛahu sɛnea yɛn nso yɛbɛbɔ yɛn bra ama asɔ Onyankopɔn ani. (Yoh. 8:29) Enti yedi Yesu anammɔn akyi a, yɛbɛsɔ Yehowa ani. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ obiara a ɔbɛyere ne ho sɛ ɔbɛfa yɛn Agya a ɔwɔ soro no adamfo no, ɔno nso bɛfa no adamfo.—Yak. 4:8. w21.04 3 ¶4-6

Dwoda, January 30

Yehowa ani gye ne man ho.—Dw. 149:4.

Suban papa biara a yɛwɔ no, Yehowa hu. Afei ogye yɛn di sɛ yebetumi ayɛ n’apɛde, na ɔtwe yɛn bata ne ho. Sɛ yɛkɔ so di no nokware nko ara de a, ɔno nso bɛka yɛn ho daa! (Yoh. 6:44) Enti sɛ yɛwɔ gyidi sɛ Yehowa dɔ yɛn, na ɔtaa yɛn akyi a, ɛbɛka yɛn ama yɛafi yɛn koma nyinaa mu asom no ɛmfa ho ɔhaw biara a yebehyia no. Nanso sɛ yennye nni sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho a, ɛbɛma ‘yɛn ahoɔden so atew.’ (Mmeb. 24:10) Na sɛ yɛn abam bu na yenya adwene sɛ Onyankopɔn nnɔ yɛn a, ɛbɛma Satan adi yɛn so nkonim. (Efe. 6:16) Kristofo anokwafo bi wɔ hɔ nnɛ a esiane sɛ wonyaa adwene sɛ Yehowa nnɔ wɔn nti, wɔn gyidi yɛɛ mmerɛw. Na sɛ yefi ase nya adwene sɛ Onyankopɔn nnɔ yɛn a, ɛdɛn na yebetumi ayɛ wɔ ho? Ɛsɛ sɛ yeyi fi yɛn tirim ntɛm! Bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo mma wunyi “dadwen” a ɛte saa mfi wo tirim, na woatumi de ‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛbɛbɔ wo koma ne w’adwene nsusuwii ho ban’ no asi anan. (Dw. 139:23; Filip. 4:6, 7) Kae nso sɛ, ɛnyɛ wo nko ara na wowɔ saa haw no. w21.04 20 ¶1; 21 ¶4-6

Benada, January 31

Onyankopɔn . . . na ama moanya ɔpɛ no ne ahoɔden a mode bɛyɛ n’apɛde.—Filip. 2:13.

Ɛyɛɛ dɛn na wobɛyɛɛ Yehowa Danseni? Nea edi kan, wotee “asɛmpa no.” Ebia w’awofo, obi a wo ne no yɛ adwuma anaa obi a wo ne no kɔ sukuu na ɛka kyerɛɛ wo. Ebi nso a ɛnam afie afie asɛnka adwuma no so na wotee. (Mar. 13:10) Afei, obi nyaa wo ho adagyew paa ne wo suaa Bible no. Adesua no boaa wo ma wobɛdɔɔ Yehowa na wuhui sɛ ɔdɔ wo. Yehowa twee wo baa nokware no mu, na seesei a woabɛyɛ Yesu Kristo suani yi, woanya anidaso sɛ wubetumi atena ase daa. (Yoh. 6:44) Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama wo no, efisɛ ɔkanyan obi ma ɔbɛkyerɛkyerɛɛ wo nokware no, na wagye wo atom sɛ ne somfo. Seesei a yɛahu nokware no, yɛanya hokwan sɛ yɛbɛboa afoforo ma wɔabɛka yɛn ho wɔ nkwa kwan no so. Ebia ɛnyɛ den mma yɛn sɛ yɛbɛka asɛmpa no wɔ afie afie, nanso ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛka akyerɛ obi sɛ yɛpɛ sɛ yɛne no sua Bible anaa ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛne obi bɛyɛ Bible adesua. w21.07 2 ¶1-2

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena