Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es23 kr. 17-26
  • February

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • February
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2023
  • Nsɛmti Nketewa
  • Wukuda, February 1
  • Yawda, February 2
  • Fida, February 3
  • Memeneda, February 4
  • Kwasida, February 5
  • Dwoda, February 6
  • Benada, February 7
  • Wukuda, February 8
  • Yawda, February 9
  • Fida, February 10
  • Memeneda, February 11
  • Kwasida, February 12
  • Dwoda, February 13
  • Benada, February 14
  • Wukuda, February 15
  • Yawda, February 16
  • Fida, February 17
  • Memeneda, February 18
  • Kwasida, February 19
  • Dwoda, February 20
  • Benada, February 21
  • Wukuda, February 22
  • Yawda, February 23
  • Fida, February 24
  • Memeneda, February 25
  • Kwasida, February 26
  • Dwoda, February 27
  • Benada, February 28
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2023
es23 kr. 17-26

February

Wukuda, February 1

Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.—Dw. 145:18.

Yehowa dwen n’asomfo nyinaa ho paa. Yehowa bɛn yɛn mu biara, na sɛ yɛn aba mu bu a, ohu. (Dw. 145:18, 19) Wo de, hwɛ nea Yehowa yɛ de kyerɛe sɛ na odwen ne diyifo Elia ho. Saa ɔbarima nokwafo yi bere so no, na nneɛma nkɔ yiye wɔ Israel. Ná wɔretan Yehowa asomfo ani denneennen, na Elia paa na na Israel mpanyimfo a wɔnsom Onyankopɔn no atu wɔn ani asi no so. (1 Ahe. 19:1, 2) Ade foforo nso a ɛbɛyɛ sɛ na ɛhaw Elia ne sɛ, na ɔte nka sɛ ɔno nko ara ne odiyifo a waka a ɔsom Yehowa. (1 Ahe. 19:10) Onyankopɔn antwentwɛn so koraa na ɔyɛɛ biribi de boaa Elia. Yehowa somaa ɔbɔfo bi ma ɔkɔmaa ne diyifo no awerɛhyem sɛ ɛnkaa ɔno nko ara; ɔma ohui sɛ na Israelfo bebree wɔ hɔ a wɔda so ara resom Onyankopɔn! (1 Ahe. 19:5, 18) Yesu maa n’asuafo no awerɛhyem sɛ wobenya anuanom bebree a wɔte sɛ wɔn abusuafo. (Mar. 10:29, 30) Yehowa, yɛn Agya a ɔwɔ soro no hyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no no.—Dw. 9:10. w21.06 8-9 ¶3-4

Yawda, February 2

Nea ofi Onyankopɔn no tie Onyankopɔn asɛm.—Yoh. 8:47.

Nnipa pii ntie yɛn nkyerɛkyerɛ efisɛ yɛn nkyerɛkyerɛ a egyina Bible so no ma nkurɔfo hu sɛ nyamesom nkyerɛkyerɛ no bi yɛ atoro. Asɔfo kyerɛkyerɛ wɔn asɔremma sɛ Onyankopɔn twe abɔnefo aso wɔ Ɔbonsam gya mu. Wɔde saa atoro nkyerɛkyerɛ no hunahuna wɔn asɔremma no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so anya wɔn so tumi. Yehowa asomfo a wɔsom Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no ma nkurɔfo hu sɛ saa nkyerɛkyerɛ no yɛ atoro. Asɔfo no kyerɛkyerɛ nso sɛ ɔkra no nwu da. Yɛma nkurɔfo hu sɛ saa nkyerɛkyerɛ no fi abosonsom mu, na sɛ saa nkyerɛkyerɛ no yɛ ampa a, ɛnde na anka owusɔre biara ho nhia. Nsɔrensɔre pii kyerɛkyerɛ sɛ nea ebesi biara yɛ nkrabea anaasɛ Onyankopɔn na ahyehyɛ, nanso yɛkyerɛkyerɛ sɛ, sɛ obi pɛ a, obetumi asom Onyankopɔn; ɔmpɛ nso a, Onyankopɔn nhyɛ no. Sɛ nyamesom akannifo no te nea yɛkyerɛkyerɛ a, dɛn na wɔyɛ? Mpɛn pii no, ɛyɛ a na wɔn koko apae! Sɛ yɛn ani gye nokware no ho a, ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn. (Yoh. 8:45, 46) Yɛn de, yekura nokware no mu denneennen; yɛnte sɛ Satan Ɔbonsam a wannyina nokware no mu no. Biribiara a ɛne yɛn gyidi nhyia no, yɛnsosɔ so. (Yoh. 8:44) Onyankopɔn pɛ sɛ ne nkurɔfo ‘kyi bɔne’ na ‘wɔbata papa ho’ sɛnea Yesu yɛe no.—Rom. 12:9; Heb. 1:9. w21.05 10-11 ¶10-11

Fida, February 3

Munsiw Ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo ho.—Yak. 4:7.

Sɛ yehu sɛ yɛyɛ ahantan anaasɛ yɛn ani bere ade a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛsesa yɛn suban! Ɔsomafo Paul kaa sɛ, wɔn a Ɔbonsam “akyere wɔn” no betumi anya wɔn ho atetew. (2 Tim. 2:26) Mma wo werɛ mfi da sɛ Yehowa ho yɛ den sen Satan. Enti sɛ yɛma kwan ma Yehowa boa yɛn a, Ɔbonsam afiri biara a ayi yɛn no, yebetumi anya yɛn ho atetew. Sɛ́ anka yɛbɛma Satan mfiri ayi yɛn na yɛanya yɛn ho atetew no, nea eye paa ne sɛ yɛremma enyi yɛn koraa. Sɛ Onyankopɔn nsa nnim a, ɛrenyɛ yiye. Enti bɔ Yehowa mpae daa, na srɛ no sɛ, sɛ saa subammɔne yi bi ayi ne ti wɔ wo mu a, ɔmmoa wo na hu. (Dw. 139:23, 24) Mma kwan mma subammɔne a ɛtete saa nnye ntini wɔ wo mu da! Mfe mpempem pii ni na Satan ayɛ ne ho sɛ ɔbɔmmɔfo. Nanso ɛrenkyɛ koraa wɔbɛkyekyere no, na awiei koraa no wɔayi no afi hɔ. (Adi. 20:1-3, 10) Yɛrehwɛ saa da no kwan denneennen. Nanso enkosi saa da no, hwɛ yiye wɔ Satan mfiri ho. Yere wo ho na woamma ahantan anaa anibere annye ntini wɔ wo mu. Si wo bo sɛ ‘wubesiw Ɔbonsam kwan, na obeguan afi wo ho.’ w21.06 19 ¶15-17

Memeneda, February 4

Monsrɛ afuw Wura no, na ɔnsoma adwumayɛfo mmetwa ne nnɔbae no bi.—Mat. 9:38.

Sɛ obi sua nokware a ɛwɔ Bible no mu na ɔno nso de kyerɛkyerɛ afoforo a, ɛma Yehowa ani gye paa. (Mmeb. 23:15, 16) Sɛ Yehowa hu sɛnea n’asomfo ayere wɔn ho reka asɛmpa no na wɔrekyerɛkyerɛ a, wode hwɛ sɛnea n’ani begye afa! Yɛhwɛ afe 2020 ɔsom afe no sɛɛ a, ɛmfa ho nsanyare kodiawu a ɛbaa wiase baabiara no, yetumi yɛɛ Bible adesua 7,705,765. Ɛno maa nnipa 241,994 hyiraa wɔn ho so maa Yehowa bɔɔ asu. Saa asuafo foforo yi nso ne afoforo besua Bible, na wɔaboa wɔn mu pii ama wɔn nso abɛyɛ asuafo. (Luka 6:40) Biribiara kyerɛ sɛ, sɛ yɛyɛ asuafoyɛ adwuma no bi a, yɛma Yehowa ani gye. Ɛnna fam sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔabɛyɛ asuafo, nanso Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛakyerɛkyerɛ afoforo ama wɔabɛdɔ yɛn Agya a ɔwɔ soro no. Yebetumi de asi yɛn ani so sɛ, anyɛ yiye koraa no, yɛbɛpɛ nipa baako ne no asua Bible. Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, sɛ yɛbɔ mmɔden ka Bible adesua ho asɛm kyerɛ nnipa a yehyia wɔn nyinaa a, ebia nea ebefi mu aba no bɛyɛ yɛn nwonwa. w21.07 6-7 ¶14-16

Kwasida, February 5

Me Nyankopɔn fi a m’ani gye ho nti, me ara mede me sika kɔkɔɔ ne me dwetɛ nso aka ho ama me Nyankopɔn fi.—1 Be. 29:3.

Ɔhene Dawid de sika ne nneɛma a ɛsom bo pii boa ma wosii asɔrefie no. (1 Be. 22:11-16) Sɛ onyin nti, yenni ahoɔden a yɛde bɛboa ma wɔasisi asafo adan a, yebetumi afi yɛn koma mu ayi ntoboa biara a yebetumi de apia adwuma no. Afei nso, esiane sɛ yɛasom Yehowa akyɛ nti, yebetumi de suahu a yɛanya no aboa mmerante ne mmabaa. Momma yɛnhwɛ nneɛma bi a ɔsomafo Paul yii ne yam yɛ de boaa Timoteo. Ɔtoo nsa frɛɛ Timoteo sɛ ɔmmɛka ne ho wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu, na ɔkyerɛɛ no akwan a ɔfa so ka asɛmpa no na ɔkyerɛkyerɛ. (Aso. 16:1-3) Ntetee a Timoteo nya fii Paul hɔ no boaa no ma otumi kaa asɛmpa no yiye, na ne nkyerɛkyerɛ nso tuu mpɔn. (1 Kor. 4:17) Nea Timoteo sua fii Paul hɔ no, ɔno nso de tetee afoforo. w21.09 12 ¶14-15

Dwoda, February 6

Ahoɔyaw ne mansotwe wɔ mo mu.—1 Kor. 3:3.

Dɛn na yebetumi asua afi osuani Apolo ne ɔsomafo Paul hɔ? Ná wɔn mmienu nyinaa nim Kyerɛwnsɛm no mu paa. Bio nso, na wɔyɛ akyerɛkyerɛfo a wɔaben a nkurɔfo nim wɔn paa. Afei nso, na wɔn mmienu nyinaa aboa nkurɔfo bebree ma wɔabɛyɛ asuafo, nanso na obiara ani mmere ne yɔnko. (Aso. 18:24) Nokwasɛm ne sɛ, bere a Apolo fii Korinto no, akyiri yi Paul hyɛɛ no nkuran sɛ ɔnsan nkɔ hɔ. (1 Kor. 16:12) Apolo de ne dom akyɛde no dii dwuma yiye. Ɔde kaa asɛmpa no na ɔde hyɛɛ ne nuanom nso den. Yebetumi aka nso sɛ na Apolo brɛ ne ho ase. Nea enti a yebetumi aka saa ne sɛ, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ bere a Akwila ne Priska ‘kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn akwan no mu pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ no’ no, ne bo fuwii. (Aso. 18:24-28) Adwuma pa a na Apolo ayɛ no, na ɔsomafo Paul nim. Nanso Paul ante nka sɛ ebinom benya adwene sɛ Apolo yɛ ade sen no. Sɛ yɛhwɛ afotu a ɔde kɔmaa asafo a ɛwɔ Korinto no a, ɛma yehu sɛ na Paul brɛ ne ho ase, na na ogye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ.—1 Kor. 3:4-6. w21.07 17-18 ¶15-17

Benada, February 7

‘Nnipa bebree bɛyɛ atreneefo.’—Rom. 5:19.

Esiane sɛ Adam ne Hawa hyɛɛ da yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden nti, edi sɛ ɔpam wɔn fii n’abusua no mu. Wɔn asefo nso ɛ, dɛn na na ɛbɛto wɔn? Yehowa dɔ nnipa, enti ɔde nneɛma guu akwan mu a ebetumi ama Adam ne Hawa asefo a wobetie no no abɛka n’abusua no ho. Ɔnam ne Ba a ɔwoo no koro no afɔrebɔ no so na ɛyɛɛ wei ho nhyehyɛe. (Yoh. 3:16) Esiane Yesu afɔrebɔ no nti, Onyankopɔn agye nnipa anokwafo 144,000 de wɔn ayɛ ne mma. (Rom. 8:15-17; Adi. 14:1) Bio nso, anokwafo ɔpepem pii nso reyɛ Onyankopɔn apɛde. Wɔwɔ anidaso sɛ Mfirihyia Apem no awiei no, sɛ wodi nkonim wɔ sɔhwɛ a etwa to no mu a, wɔbɛba abɛka Onyankopɔn abusua no ho. (Dw. 25:14; Rom. 8:20, 21) Ɛnnɛ mpo wotumi frɛ Yehowa, wɔn Bɔfo no sɛ “Agya.” (Mat. 6:9) Wɔn a wobenyan wɔn no nso benya hokwan ahu nea Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ. Wɔn a wɔbɛyɛ osetie no, awiei koraa no, wɔn nso bɛba abɛka Onyankopɔn abusua no ho. w21.08 5 ¶10-11

Wukuda, February 8

‘Monhwehwɛ mu nhu nneɛma a ehia paa no.’—Filip. 1:10.

Ná wɔde ɔsom adwuma bi ahyɛ ɔsomafo Paul nsa. Ɔde mfe pii yɛɛ saa adwuma no de kyerɛe sɛ na ɛho hia no paa. Ɔkyerɛkyerɛe wɔ “baguam ne afi afi mu.” (Aso. 20:20) Hokwan biara a obenya no, na ɔde ka asɛmpa no! Ɛho nhwɛso ni. Bere a ɔretwɛn wɔn a na ɔne wɔn retu kwan wɔ Atene no, ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ anuonyamfo bi maa wɔn mu bi begyee nokware no. (Aso. 17:16, 17, 34) Bere a Paul da “afiase” a na wɔde “nkɔnsɔnkɔnsɔn” agu no mpo, ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ obiara a na ɔwɔ hɔ. (Filip. 1:13, 14; Aso. 28:16-24) Paul de ne bere dii dwuma yiye paa. Ná ɔtaa to nsa frɛ afoforo ma wɔbɛka ne ho wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, n’asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no, ɔne Yohane a wɔfrɛ no Marko no na ɛkɔe. Nea ɛtɔ so mmienu no nso, ɔne Timoteo na ɛkɔe. (Aso. 12:25; 16:1-4) Ɛda adi sɛ, Paul bɔɔ mmɔden kyerɛkyerɛɛ saa mmarima yi sɛnea wɔbɛtoto nneɛma wɔ asafo no mu, sɛnea wɔbɛsrasra anuanom ahyɛ wɔn nkuran, ne sɛnea wobetumi akyerɛkyerɛ yiye.—1 Kor. 4:17. w22.03 27 ¶5-6

Yawda, February 9

[Onyankopɔn ne] yɛn mu biara ntam nware.—Aso. 17:27.

Nea enti a ebinom nnye nni sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ ne sɛ, wɔka sɛ nea wɔn ani hu nko ara na wogye di. Nanso nneɛma bi te sɛ tumi a ɛtwe ade ba fam de, ɛwom sɛ wonhu nanso wogye di sɛ ɛwɔ hɔ, efisɛ wɔwɔ ɛho adanse. Gyidi a Bible ka ho asɛm no, ɛno nso gyina adanse so. Ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nneɛma foforo a “yɛn ani nhu wɔ hɔ ankasa.” (Heb. 11:1) Sɛ yɛpɛ sɛ yenya adanse a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ yegye bere na yɛyere yɛn ho sua ade. Nanso nnipa pii wɔ hɔ a biribiara mpusuw wɔn sɛ wɔnyere wɔn ho nyɛ saa. Sɛ obi annye bere ansua ade anhwehwɛ adanse no a, ebia ɔbɛka sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ. Adanse a ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no, nyansahufo binom ayɛ ho nhwehwɛmu, na wɔabegye adi sɛ ampa Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. Mfiase no, esiane sɛ wɔankyerɛkyerɛ wɔn adebɔ ho asɛm da wɔ suapɔn nti, ɛno na ɛbɛyɛ sɛ ɛma wonyaa adwene sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ no. Nanso, mprempren, wɔn mu bi abehu Yehowa na wɔdɔ no. Baabi a yɛasua nhoma akodu biara, ɛsɛ sɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu no, yɛhyɛ mu den. w21.08 14 ¶1; 16 ¶6-7

Fida, February 10

Yehowa da ne papayɛ adi kyerɛ obiara, na ne nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu.—Dw. 145:9.

Yesu yɛɛ mfatoho bi a ɛhyɛ nkuran a ɛfa ɔba desɛefo bi ho. Ɔyɛɛ saa mfatoho yi de kyerɛe sɛ Yehowa dɔ yɛn paa, enti ɔda mmɔborɔhunu adi kyerɛ yɛn. Bere a ɔba no fii fie no, “ɔkɔbɔɔ ahuhubra de sɛee n’agyapade no nyinaa.” (Luka 15:13) Akyiri yi, ohui sɛ wayɛ bɔne, enti onuu ne ho, na ɔbrɛɛ ne ho ase san baa fie. Dɛn na na ne papa bɛyɛ? Yesu kaa sɛ: “Bere a [ɔba no da] so ara wɔ akyirikyiri no, ne papa huu no na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na otuu mmirika kɔyɛɛ no atuu, na ofew n’ano.” Papa no angu ne ba no anim ase, mmom ohuu no mmɔbɔ de ne bɔne kyɛɛ no, na ɔsan gyee no toom sɛ ne ba. Bɔne a ɔba desɛefo no yɛe no, na ɛso paa, nanso esiane sɛ onuu ne ho nti, ne papa de kyɛɛ no. Agya mmɔborɔhunufo a ɔwɔ mfatoho no mu no gyina hɔ ma Yehowa. Yesu nam mfatoho a ɛhyɛ nkuran yi so kyerɛɛ yɛn sɛ, sɛ ɔbɔnefo fi ne komam nu ne ho a, n’Agya ayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ no.—Luka 15:17-24. w21.10 9 ¶4, 6

Memeneda, February 11

Onyankopɔn dan n’ani kɔɔ amanaman no so bere a edi kan na oyii nnipa bi fii wɔn mu de ne din too wɔn so no.—Aso.15:14.

Ɛnnɛ, nyamesom akannifo pii ayɛ nea wobetumi biara pɛ sɛ nkurɔfo nya adwene sɛ Onyankopɔn nni din. Wɔayi din no afi wɔn Bible mu, na ebinom mpo abara wɔ wɔn asɔre mu. Nanso Yehowa Adansefo rebɔ Onyankopɔn din no dawuru sen nyamesom kuw biara! Wei kyerɛ sɛ edin Yehowa Adansefo a ɛda yɛn so no, ɛnna yɛn so kwa; yɛyɛ ho adwuma paa. (Yes. 43:10-12) Yɛatintim Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no bɛboro ɔpepem 240. Saa nkyerɛase yi mu no, baabiara a na Yehowa din no hyɛ a Bible nkyerɛasefo bi ayi afi hɔ no, yɛde ahyɛ hɔ. Afei nso, yɛyɛ nhoma ahorow a ɛhyɛ Yehowa din anuonyam wɔ kasa bɛboro 1,000 mu! Enti sɛ yɛka sɛ Yehowa Adansefo nko ara na wɔrehyɛ Yehowa din no anuonyam a, hena na obetumi agye ho kyim? w21.10 20-21 ¶9-10

Kwasida, February 12

Ehia wo nua bi . . .  a, mmɔ wo nua hiani no atirimɔden, na mma wo nsam nnyɛ den wɔ no so.—Deut. 15:7.

Yɛboa yɛn nuanom Kristofo a wɔn ho akyere wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛresom Yehowa. Yehowa hyɛɛ Israelfo no bɔ sɛ, sɛ woyi wɔn yam boa ahiafo a, ɔbɛhyɛ wɔn anan. (Deut. 15:10) Bere biara a yɛbɛboa yɛn nua Kristoni bi a ne ho akyere no no, Yehowa bu no sɛ yɛakyɛ no ade. (Mmeb. 19:17) Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a Paul da afiase a Kristofo a wɔwɔ Filipi kɔkyɛɛ no ade no, ɔkaa sɛ ɛyɛ “afɔrebɔ a ɛfata na ɛsɔ Onyankopɔn ani yiye.” (Filip. 4:18) Fa w’ani to fam wɔ asafo no mu, na bisa wo ho sɛ, ‘Obi wɔ hɔ a metumi aboa no?’ Sɛ Yehowa hu sɛ yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, yɛn nimdeɛ, ne yɛn ahode reboa wɔn a wɔn ho akyere wɔn a, n’ani sɔ. Obu no sɛ ɛno nso ka nokware som ho. (Yak. 1:27) Sɛ yebetumi asom Yehowa nokwarem a, egye bere ne mmɔdenbɔ, nanso ɛnyɛ adesoa. (1 Yoh. 5:3) Adɛn ntia? Efisɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom na ɛka yɛn ma yɛyɛ saa. w22.03 24 ¶14-15

Dwoda, February 13

Ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so.—Mat. 5:45.

Sɛ yebetumi ayɛ biribi de akyerɛ sɛ yehu yɛn nuanom mmɔbɔ a, ehia sɛ yehu nea wɔrefa mu. Yɛmfa no sɛ onuawa bi yare denneennen. Ɛwom sɛ ɔnka ho asɛm de, nanso obi boa no a, n’ani bɛsɔ paa. Yebetumi akɔyɛ aduan ama no, na yɛasiesie fie hɔ ama no anaa? Ebia na onua bi nso adwuma afi ne nsa. Yebetumi akɔkyɛ no sika kakra na akurakura no akosi sɛ obenya adwuma foforo anaa? Ebi mpo a, yɛremma onhu sɛ yɛn na yɛde bɛkyɛɛ no. Ɛnsɛ sɛ yɛtwɛn ma yɛn nuanom bisa yɛn biribi ansa na yɛaboa wɔn. Yebetumi asuasua Yehowa, na yɛn ara yɛafi yɛn pɛ mu aboa wɔn. Ɔma awia bɔ da biara; ɔntwɛn mma yemmisa no ansa! Ɛbɔ nso a, obiara nya so mfaso; ɛnyɛ wɔn a wɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ no nko ara. Wunnye nni sɛ, sɛnea Yehowa ma yɛn nsa ka nea yehia no kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn anaa? Yɛdɔ Yehowa paa efisɛ n’ayamye de, ɛso bi nni! w21.09 22-23 ¶12-13

Benada, February 14

O Yehowa, wuye, na wuyi wo yam de bɔne kyɛ; Wo dɔ a enni huammɔ no dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.—Dw. 86:5.

Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ na ɛma ɔde bɔne kyɛ. Sɛ Yehowa hu sɛ obi a wayɛ bɔne anu ne ho, na wagyae ne bɔne no a, ne dɔ a enni huammɔ nti, ɔde ne bɔne kyɛ no. Odwontofo Dawid kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Ɔnhwɛ yɛn bɔne ho ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomso ho ntua yɛn ka.” (Dw. 103:8-11) Nea Dawid ankasa faa mu no ma ohui sɛ, sɛ obi ahonim haw no a, ɛyɛ adesoa kɛse. Nanso, ohui nso sɛ Yehowa ‘yi ne yam de bɔne kyɛ.’ Dɛn na ɛma Yehowa de bɔne kyɛ? Yebehu mmuae no wɔ ɛnnɛ daa asɛm no mu. Dawid mpae no ma yehu sɛ Yehowa de bɔne kyɛ ampa, efisɛ ne dɔ a enni huammɔ no dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa. Sɛ yɛyɛ bɔne na yedi awerɛhow a, ɛyɛ ne kwan so, na ɛboa yɛn mpo. Ebetumi ama yɛanu yɛn ho, na yɛayɛ nea yebetumi biara agyae saa bɔne no. w21.11 5 ¶11-12

Wukuda, February 15

Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.—Mat. 6:9.

Yehowa din ho hia no paa, na ɔmpɛ sɛ obiara di ho agorɔ. (Yes. 42:8) Nanso nkurɔfo abu ne din no animtiaa bɛyɛ mfe mpem nsia. (Dw. 74:10, 18, 23) Nea yɛreka yi fii ase bere a Ɔbonsam, a ɛkyerɛ “Dinsɛefo” no, bɔɔ Onyankopɔn sobo sɛ ɔde biribi a Adam ne Hawa hia asie wɔn no. (Gen. 3:1-5) Efi saa bere no, nkurɔfo akɔ so adi atoro ato Yehowa so sɛ nea nnipa hia paa no, ɔmfa mma wɔn. Bere a Yesu hui sɛ nkurɔfo regu n’Agya din ho fi saa no, ɛhaw no. Yehowa nko ara na ɔfata paa sɛ odi hene wɔ soro ne asaase so. Ɔkwan a ɔfa so di ade nso, ɛno na ɛyɛ papa paa. (Adi. 4:11) Nanso Ɔbonsam abɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa abɔfo ne nnipa ama wɔanya adwene sɛ Onyankopɔn mfata sɛ odi hene. Ɛrenkyɛ koraa, sɛ wosiesie asɛm no wie a, ɛho asɛm rensan nsɔre bio. Ɛba saa a, obiara behu sɛ ɔkwan a Yehowa fa so di ade na ɛyɛ paa, na n’Ahenni no nko ara na ebetumi de asomdwoe a edi mu ne ahotɔ aba asaase so. w21.07 9 ¶5-6

Yawda, February 16

Medi ahurusi wɔ Yehowa mu, na m’ani agye me nkwagye Nyankopɔn mu.—Hab. 3:18.

Abusua ti biara pɛ sɛ ne yere ne ne mma nya nea wobedi, nea wɔbɛhyɛ ne baabi a wɔde wɔn ti bɛto. Wo sikasɛm nkɔ yiye anaa? Ɛnde, woredi amia. Nea worefa mu no, sɛ emu yɛ yaw sɛ dɛn mpo a, wubetumi de saa bere yi ahyɛ wo gyidi den. Bɔ Yehowa mpae, na kenkan Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 6:25-34 no, na dwinnwen ho. Afei nso, yɛn mmere yi mu suahu ahorow a esi so dua sɛ Yehowa hwɛ wɔn a wɔde ne som di kan no, dwinnwen ho. (1 Kor. 15:58) Woyɛ saa a, ɛbɛma woanya ahotoso paa sɛ, sɛnea wo soro Agya no aboa wɔn a na wɔwɔ wo haw no bi no, wo nso, ɔbɛboa wo. Onim nea wuhia, na onim ɔkwan a ɔbɛfa so ama wo nsa aka. Sɛ wuhu Yehowa nsa wɔ w’asetena mu saa a, ɛbɛhyɛ wo gyidi den, na sɛ wuhyia sɔhwɛ akɛse daakye a, woatumi agyina ano. w21.11 21 ¶3, 6

Fida, February 17

Ɛba sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔboafo bi wɔ Agya no nkyɛn. Ɔno ne . . . Yesu Kristo.—1 Yoh. 2:1.

Agyede no ahyɛ Kristofo pii gyidi den. Nkurɔfo sɔre tia wɔn, nanso wɔkɔ so yɛ asɛnka adwuma no. Afei nso, wɔagyina sɔhwɛ ahorow pii ano akosi wɔn nkwakoraabere ne wɔn mmerewabere mu. Wo de, yɛnhwɛ ɔsomafo Yohane. Ɔkyerɛkyerɛɛ nokwasɛm a ɛfa Kristo ne agyede no ho a wannyae. Ɛbɛyɛ sɛ ɔde bɛboro mfe 60 na ɛyɛɛ saa. Aka kakra ama wadi mfe 100 no, ɛbɛyɛ sɛ na Roma aban no bu no sɛ ɔyɛ obi a ne ho yɛ hu, enti wɔde no kɔtoo afiase wɔ Patmo supɔw so. Bɔne bɛn na na wayɛ? Ne bɔne ara ne sɛ, na ‘ɔreka Onyankopɔn ho asɛm, na na ɔredi Yesu ho adanse.’ (Adi. 1:9) Anokwa, sɛ yɛreka gyidi ne animia a, Yohane ayɛ ho nhwɛso pa paa ama yɛn! Sɛ yɛhwɛ nhoma ahorow a Yehowa honhom maa Yohane kyerɛwee no mu a, ɔkyerɛw nsɛm bi wom a ɛma yehu sɛ na ɔdɔ Yesu paa, na na n’ani sɔ agyede no. Yohane kaa agyede no ne mfaso a agyede no de ba ho asɛm bɛboro mpɛn 100 wɔ ne nhoma ahorow mu. (1 Yoh. 2:2) Biribiara kyerɛ sɛ, na agyede no som bo ma Yohane paa w21.04 17 ¶9-10

Memeneda, February 18

Nnome obi a n’aso asiw, na mfa biribi nsi onifuraefo kwan mu.—Lev. 19:14.

Ná Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo yi mmɔborɔhunu adi kyerɛ ayarefo anaa wɔn a wɔadi dɛm. Ɛho nhwɛso ne sɛ, na Yehowa mpɛ sɛ Israelfo no dome obi a n’aso asiw. Sɛ obi hunahuna ɔsotifo anaa ɔkasa tia no a, ɛkyerɛ sɛ ɔredome no. Obi yɛ saa a, na ɔne no anni no yiye koraa! Ade yi, ɔnte asɛm na wate nea wɔka faa ne ho no. Enti ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayi ne ho ano? Bio nso, Leviticus 19:14 no ma yehu sɛ na ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo ‘de biribi si onifuraefo kwan mu.’ Nhoma bi ka sɛ, aman a na atwa tete Israel ho ahyia no, wokɔ hɔ a, na nkurɔfo ne ayarefo anaa wɔn a wɔadi dɛm nni no yiye, na na wɔteetee wɔn. Ebia obi a onni ahummɔbɔ de biribi besi onifuraefo kwan mu de apira no anaa de adi ne ho agorɔ. Wo ara hwɛ atirimɔdensɛm a ɛte saa! Yehowa de saa ahyɛde yi maa ne nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ, etwa sɛ wonya ayamhyehye ma ayarefo anaa wɔn a wɔadi dɛm. w21.12 8-9 ¶3-4

Kwasida, February 19

Yakob bɔɔ hu paa, na ne ho yeraw no.—Gen. 32:7.

Ná Yakob susuw sɛ ebia ne nua no da so ara wɔ ne ho menasepɔw. Enti ɔbɔɔ asɛm no ho mpae denneennen. Afei, ɔde nneɛma bebree somae ma wɔde kɔkyɛɛ Esau. (Gen. 32:9-15) Ɛno akyi, bere a Yakob ne Esau hyiae anim ne anim no, Yakob dii kan yɛɛ biribi de kyerɛe sɛ obu Esau. Ɔbɔɔ ne mu ase maa no. Wanyɛ no baako anaa mmienu bi pɛ; ɔyɛɛ no pɔrepɔre nson! Ahobrɛase ne obu a Yakob daa no adi nti, otumi siesiee ɔne ne nua no ntam. (Gen. 33:3, 4) Nea Yakob yɛe ansa na ɔrekohyia ne nua Esau, ne ɔkwan a ɔfaa so kɔɔ n’anim no, yebetumi asua biribi afi mu. Yakob de ahobrɛase kɔɔ Yehowa anim kɔhwehwɛɛ mmoa. Afei ɔyɛɛ ne mpaebɔ no ho adwuma; ɔde nhyehyɛe guu akwan mu a ɛbɛma watumi ne ne nua no asiesie wɔn ntam fɛfɛɛfɛ. Bere a wohyiae anim ne anim no, Yakob anyɛ sɛ ɔne Esau bɛtwe ama wɔahu nea n’asɛm yɛ dɛ ne nea n’asɛm nyɛ dɛ. Ná Yakob botae ne sɛ, obesiesie ɔne ne nua no ntam. Wubetumi asuasua Yakob anaa?—Mat. 5:23, 24. w21.12 25 ¶11-12

Dwoda, February 20

Onyankopɔn so sen yɛn koma, na onim nneɛma nyinaa.—1 Yoh. 3:20.

Asɛm a ɛne sɛ Yesu bewu maa wo sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya bɔnefakyɛ no, sɛ wudwen ho a, anhwɛ a wobɛka sɛ, ‘Mete nka sɛ saa hokwan no mfata me.’ Ɛdɛn na ebetumi ama woate nka saa? Yɛyɛ nnipa yi de, anhwɛ a yɛn koma bɛdaadaa yɛn ama yɛate nka sɛ yɛn so nni mfaso na Onyankopɔn rentumi nnɔ yɛn. (1 Yoh. 3:19) Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ “Onyankopɔn sõ sen yɛn koma.” Sɛ yɛte nka wɔ yɛn komam sɛ Yehowa nnɔ yɛn, na ɔremfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɔdɔ a yɛn Agya a ɔwɔ soro no wɔ ma yɛn ne ne bɔnefakyɛ de, ebi nni baabiara. Ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ yɛn ho sɛ, sɛnea yehu yɛn ho no, ɛnyɛ saa na Yehowa hu yɛn; ɔdɔ yɛn. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yesua n’Asɛm daa, yɛbɔ no mpae mpɛn pii, na yɛne ne nkurɔfo anokwafo bɔ bere nyinaa. Adɛn nti na ehia paa sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi? Wubehu Yehowa su ahorow a ɛyɛ fɛ no yiye. Wubehu sɛ ɔdɔ wo paa. Sɛ da biara wokenkan Onyankopɔn Asɛm no fã bi dwinnwen ho a, ɛbɛboa wo ama woasusuw nneɛma ho yiye, na “ateɛteɛ” w’adwene ne wo koma.—2 Tim. 3:16. w21.04 23-24 ¶12-13

Benada, February 21

Onyankopɔn na mesu afrɛ no, na obetie me.—Dw. 77:1.

Sɛ yenya nimdeɛ a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ yɛn gyidi bɛyɛ den. Ɛho hia sɛ yedwinnwen nea yesua no ho. Momma yɛnhwɛ biribi a nea ɔkyerɛw Dwom 77 no yɛe. Ná n’adwene atu afra, efisɛ na osusuw sɛ Yehowa apo ɔne ne mfɛfo Israelfo no. Wei nti, edu anadwo a, na ontumi nna. (Nkyekyɛm 2-8) Dɛn na ɔyɛe? Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Medwinnwen wo nnwuma nyinaa ho, na wo nneyɛe nso, mesusuw ho.” (Nkyekyɛm 12) Ɛwom, odwontofo a na n’adwene atu afra no, na onim nneɛma a Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo tete no. Nanso obisaa ne ho sɛ: “Onyankopɔn nkae n’adom bio anaa? Anaasɛ n’abufuw ama ne mmɔborɔhunu asa?” (Nkyekyɛm 9) Odwontofo no dwinnwen Yehowa nnwuma ho. Afei, mmɔborɔhunu ne ayamhyehye a Onyankopɔn yii no adi kyerɛɛ ne nkurɔfo tete no, ɔde n’adwene sii ɛno nso so. (Nkyekyɛm 11) Ɛboaa no sɛn? Odwontofo no benyaa ahotoso sɛ, Yehowa rempo ne nkurɔfo. (Nkyekyɛm 15) w22.01 30-31 ¶17-18

Wukuda, February 22

N’ani so de, wɔn nyinaa te ase.—Luka 20:38.

Mmea ne mmarima anokwafo a wɔawuwu no, sɛn na Yehowa te nka wɔ wɔn ho? N’ani agyina wɔn paa! (Hiob 14:15) Wo de hwɛ sɛnea Yehowa afe n’adamfo Abraham. (Yak. 2:23) Anaa hwɛ sɛnea Yehowa nyae a, anka ɔne Mose a ɔne no kasae “anim ne anim” no bɛbɔ nkɔmmɔ. (Ex. 33:11) Afei nso, hwɛ sɛnea Yehowa nyae a anka Dawid ne nnwontofo afoforo reto nnwom dɛdɛ yi no ayɛ! (Dw. 104:33) Ɛwom sɛ Onyankopɔn nnamfo yi nyinaa awuwu, nanso Yehowa werɛ mfii wɔn. (Yes. 49:15) Ɔkae wɔn ho biribiara. Daakye ɔbɛsan de wɔn aba nkwa mu bio, na mpae a wofi wɔn komam bɔ nso, ɔbɛsan ate na wagye wɔn som atom. Enti sɛ wo dɔfo bi awu a, ma saa asɛm yi nkyekye wo werɛ, na ɛnhyɛ wo den. Bere a Adam ne Hawa tew atua wɔ Eden no, na Yehowa nim sɛ nneɛma bɛsɛe ansa na asan asi ne dedaw mu. Atirimɔdensɛm, ntɛnkyea ne basabasayɛ a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no, Yehowa kyi. w21.07 10 ¶11; 12 ¶12

Yawda, February 23

Yɛmfa yɛn nneyɛe nkyerɛ yɛn dɔ, na yɛnnɔ wɔ nokware mu.—1 Yoh. 3:18.

Sɛ yɛdɔ yɛn nuanom a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ agyede no. Adɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ yɛn nko ara na Yesu wu maa yɛn; owu maa yɛn nuanom Kristofo nso. Sɛ Yesu tumi wu maa wɔn de a, ɛnde na wɔsom bo ma no paa. (1 Yoh. 3:16-18) Sɛnea yɛne yɛn nuanom Kristofo tena no na ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. (Efe. 4:29, 31–5:2) Sɛ wɔyare anaa wohyia amanehunu te sɛ bere a atoyerɛnkyɛm ato wɔn a, yɛboa wɔn. Na sɛ yɛn nua Kristoni ka asɛm bi anaa ɔyɛ biribi ma ɛyɛ yɛn yaw nso ɛ? Sɛ wo nua Kristoni yɛ biribi ma ɛyɛ wo yaw a, ɛtɔ da a ɛyɛ den ma wo sɛ wode bɛkyɛ no anaa? (Lev. 19:18) Sɛ saa a, ɛnde fa saa afotu yi yɛ adwuma: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara.” (Kol. 3:13) Bere biara a yɛn nua Kristoni bɛyɛ yɛn bɔne a yɛde bɛkyɛ no no, na yɛreka akyerɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no sɛ yɛn ani sɔ agyede a ɔde ama yɛn no paa. w21.04 18 ¶12-13

Fida, February 24

Akyɛde a obiara nsa aka no, ɔmfa nsom ne yɔnko.—1 Pet. 4:10.

Ebia yɛbɔ yɛn ho mmɔden wɔ Yehowa som mu, na ebi mpo a yɛaboa nnipa bebree ama wɔatumi abɔ asu. Nanso yenim sɛ, Yehowa mmoa nti na yetumi yɛe. Yɛhwɛ nea Apolo ne ɔsomafo Paul yɛe no a, yɛsan nya asuade foforo. Ɛne sɛ, sɛ yɛwɔ hokwan pii wɔ asafo no mu a, yebetumi aboa paa ma asomdwoe atena asafo no mu. Sɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo boa ma asomdwoe ne baakoyɛ tena asafo no mu a, ɛma yɛn ani gye paa. Sɛn na wɔbɛyɛ no? Sɛ wɔretu obi fo a, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ankasa adwene yɛ, mmom ɛsɛ sɛ wɔde gyina Onyankopɔn Asɛm so. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔboa asafo no mufo nyinaa ma wotie Kristo na wodi ne nhwɛso akyi.(1 Kor. 4:6, 7) Yɛn mu biara wɔ ne dom akyɛde. Yebetumi ate nka sɛ nea yɛyɛ no nyɛ ahe biara. Nanso kae sɛ, sɛ obi repam ade a, ɛyɛ nhama nketenkete yi ara na ɔde suso mu. Saa ara na biribi ketewaa bi a wutumi yɛ no nso boa ma baakoyɛ tena asafo no mu. Momma yɛnyere yɛn ho nyi akansi su biara mfi yɛn mu. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe ne baakoyɛ bɛtena asafo no mu.—Efe. 4:3. w21.07 19 ¶18-19

Memeneda, February 25

Wo nua no bɛsɔre.—Yoh. 11:23.

Wubetumi anya awerɛhyem sɛ w’adɔfo a wɔawuwu no, wobɛsan ahu wɔn. Sũ a Yesu sui de kyekyee ne nnamfo a na wɔredi awerɛhow no werɛ no, ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ paa sɛ onyan awufo! (Yoh. 11:35) Wubetumi akyekye wɔn a wɔredi awerɛhow no werɛ. Ɛnyɛ sɛ Yesu ne Marta ne Maria sui kɛkɛ, na mmom otiee wɔn, na ɔkaa awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ wɔn. (Yoh. 11:25-27) Yɛn nso, yebetumi ayɛ saa ara ama wɔn a wɔredi awerɛhow no. Dan yɛ asafo mu panyin a ɔte Australia. Ɔka sɛ: “Me yere wui no, na mihia mmoa. Da biara na awarefo bebree ayɛ krado sɛ wobetie me. Wogyaa me ma midii awerɛhow, na sɛ misu a, na ɛnyɛ wɔn aniwu. Afei nso, sɛ na ɛyɛ den ma me sɛ mɛyɛ nneɛma bi a, na wɔboa me. Ebi ne sɛ, na wɔhohoro me kar ho ma me, wokodi gua brɛ me, na na wɔnoa aduan ma me. Ná wɔne me taa bɔ mpae nso. Wɔkyerɛe sɛ wɔyɛ nnamfo pa, na wɔyɛ anuanom a ‘wɔwoo wɔn maa amanehunu bere.’”—Mmeb. 17:17. w22.01 16 ¶8-9

Kwasida, February 26

Nea otie ɔkasakyerɛ a ɛma nkwa no, ɔne anyansafo na ɛte.—Mmeb. 15:31.

Yehowa pɛ sɛ esi yɛn yiye. (Mmeb. 4:20-22) Sɛ ɔfa n’Asɛm no, asafo nhoma bi, anaa onua bi a ne ho akokwaw so tu yɛn fo a, ɛkyerɛ sɛ ɔreyi ne dɔ adi akyerɛ yɛn. (Heb. 12:9, 10) Fa w’adwene si aba a ɛwom no so, ɛnyɛ ɔkwan a wɔfaa so tuu wo fo no. Ɛtɔ da a, yebetumi ate nka sɛ ɔkwan a wɔfaa so tuu yɛn fo no, antwa yiye. Ɛwom, ɛsɛ sɛ ɔfotufo biara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma n’afotu ayɛ mmerɛw ama nea ɔretu no fo no sɛ obegye atom. (Gal. 6:1) Nanso sɛ obi tu yɛn fo, na ɛyɛ yɛn sɛ ɔkwan a ɔfaa so tuu yɛn fo no antwa yiye mpo a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si aba a ɛwom no so. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ mempɛ ɔkwan a ɔfaa so tuu me fo no mpo a, enti nokwasɛm biara nni nea ɔkae no mu? Metumi abu m’ani agu ɔfotufo no sintɔ so, na mede m’adwene asi mfaso a ɛwɔ afotu no so mmom?’ Afotu biara a wɔde bɛma yɛn no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛpɛ kwan bi afa so de ayɛ adwuma ma aboa yɛn. w22.02 12 ¶13-14

Dwoda, February 27

Yehowa nkaesɛm nni huammɔ, ɛma nea onni nimdeɛ hu nyansa.—Dw. 19:7.

Yehowa nim sɛ ebegye bere ne mmɔdenbɔ na yɛatumi ayi nsusuwii bɔne ne nneyɛe bɔne afi yɛn akwan mu. (Dw. 103:13, 14) Ɛno nti, Yehowa nam n’Asɛm, ne honhom, ne n’ahyehyɛde no so ma yɛn nyansa, ahoɔden, ne mmoa biara a yehia na ama yɛatumi asesa. Fa Bible pɛɛpɛɛ wo ho mu yiye. Onyankopɔn Asɛm te sɛ ahwehwɛ; ebetumi aboa wo ma woapɛɛpɛɛ wo ho mu ahwɛ sɛnea wudwen, sɛnea wokasa, ne sɛnea woyɛ w’ade. (Yak. 1:22-25) Yehowa nso ayɛ krado bere biara sɛ ɔbɛboa wo. Ɔno paa na obetumi aboa wo, efisɛ onim nea ɛwɔ wo koma mu. (Mmeb. 14:10; 15:11) Enti bɔ mmɔden sɛ da biara wobɛbɔ no mpae, na woasua n’Asɛm no. Gye tom sɛ Yehowa akwankyerɛ na ɛyɛ papa paa. Biribiara a Yehowa ka sɛ yɛnyɛ no, yɛn ara na ɛboa yɛn. Wɔn a wɔde n’akwankyerɛ bɔ wɔn bra no, wɔte nka sɛ wɔsom bo, wohu nea enti a wɔte ase, na wonya anigye ankasa.—Dw. 19:8-11. w22.03 4 ¶8-10

Benada, February 28

Momfa mo ani nsi n’akoban no so, monhwɛ n’abannennen, na moatumi aka akyerɛ nkyirimma.—Dw. 48:13.

Sɛ yesisi adan a yɛde som Yehowa na yɛhwɛ so yiye a, ɛkyerɛ sɛ yɛresom Yehowa. Bible ka sɛ ntamadan no ne emu nneɛma ho adwuma no, na ɛyɛ “adwuma kronkron.” (Ex. 36:1, 4) Ɛnnɛ nso, Ahenni Asa ne asafo adan ahorow a yesisi no, Yehowa bu no sɛ ɛyɛ ɔsom kronn. Anuanom binom de wɔn bere pii yɛ saa nnwuma yi. Adwuma a ɛho hia yi a wɔyɛ de boa Ahenni adwuma no, yɛn ani nsɔ anaa? Wei nyinaa akyi no, wɔsan yɛ asɛnka adwuma no. Ebia wɔn mu bi mpo pɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo. Nea asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔtaa adansi adwuma yi akyi ne sɛ, sɛ anuanom a wɔyɛ adwumaden yi mu bi pɛ sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo a, ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛma wɔn hokwan no. Sɛ yɛwɔ adansi ho nimdeɛ oo, sɛ yenni bi oo, yɛn nyinaa betumi aboa ma yɛasiesie adan no na yɛadi no ni. w22.03 22 ¶11-12

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena