April
Memeneda, April 1
Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae.—Yoh. 3:16.
Yesu fii ne pɛ mu de ne nkwa too hɔ maa yɛn de kyerɛe sɛ ɔdɔ yɛn paa. (Yoh. 15:13) Ɔdɔ a Yehowa ne Yesu ayi no adi akyerɛ yɛn no, yɛrentumi nyɛ biribiara mfa ntua ho ka da. Sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra da biara no na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wɔayɛ ama yɛn no. (Kol. 3:15) Agyede no som bo paa ma wɔn a wɔasra wɔn no, efisɛ ɛno na ɛma wonya anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro. (Mat. 20:28) Esiane Kristo afɔrebɔ no mu gyidi a wɔwɔ nti, Yehowa bu wɔn sɛ wɔyɛ atreneefo, na wagye wɔn ayɛ ne mma. (Rom. 5:1; 8:15-17, 23) Nguan foforo no nso ani sɔ agyede no. Esiane gyidi a wɔwɔ wɔ Kristo mogya a ohwie gui no mu nti, Onyankopɔn bu wɔn sɛ wɔn ho tew. Afei nso, agyede no ama wɔanya anidaso sɛ wobefi “ahohiahia kɛse no mu” afi. (Adi. 7:13-15) Ade baako a kuw mmienu yi nyinaa yɛ de kyerɛ sɛ wɔn ani sɔ agyede no ne sɛ wɔbɛkɔ Nkaedi no afe biara. w22.01 23 ¶14-15
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 10) Mateo 21:18, 19, 12, 13; Yohane 12:20-50
Kwasida, April 2
Kristo tɔɔ yɛn.—Gal. 3:13.
Nea na etwa Yesu nsono mu ne nea wogyinaa so kum no no. Wotwaa atoro too no so sɛ waka abususɛm, kyerɛ sɛ, ommu Onyankopɔn, na ɔmfa Onyankopɔn din nyɛ hwee. (Mat. 26:64-66) Sɛ ebesi Yesu tirim kɛkɛ mpo sɛ nkurɔfo atwa asɛm a ɛte saa ato no so a, na biribi reyɛ no! Onyae mpo a, anka ne Papa ayi saa animguase no afi no so. (Mat. 26:38, 39, 42) Ná ɛsɛ sɛ Yesu wu wɔ asɛndua so sɛnea ɛbɛyɛ a obeyi Yudafo no afi nnome ase. (Gal. 3:10) Yudafo no penee so sɛ wobedi Onyankopɔn Mmara so, nanso wɔanni so, mmom wɔman fii ho koraa. Ɛno maa nnome baa wɔn so. Esiane sɛ wɔyɛ ɔbɔnefo Adam asefo nti, na wɔfata owu dedaw, ɛnna mmara a wɔanni so no nti, nnome no nso bɛkaa ho. (Rom. 5:12) Onyankopɔn Mmara kaa sɛ, sɛ obi yɛ bɔne a ɛfata owu a, ɛsɛ sɛ wokum no. Wokum no wie a, na wobetumi de ne funu no asɛn dua so. (Deut. 21:22, 23; 27:26) Enti sɛn a wɔsɛn Yesu wɔ dua so no ma ɛyɛɛ yiye sɛ ɔman a na wɔapo no no benya ne wu no so mfaso. w21.04 16 ¶5-6
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 11) Mateo 21:33-41; 22:15-22; 23:1-12; 24:1-3
Dwoda, April 3
Mede me nkwa to hɔ.—Yoh 10:17.
Fa no sɛ ade rebɛkye ama wɔakum Yesu no, na wowɔ hɔ bi. Roma asraafo kyeree no, na wobirim no paa. (Mat. 26:52-54; Yoh. 18:3; 19:1) Ade a wɔde hwee no no, sɛ wɔde bɔ no a, na atetew ne honam. Ná n’akyi repram mogya, nanso akyiri yi, wɔde dua kɛse bi too n’akyi sɛ ɔnsoa. Yesu yɛe sɛ ɔretwe dua no ase akɔ baabi a wɔrekokum no no. Nanso ankyɛ na Roma asraafo no ka kyerɛɛ ɔbarima bi a ogyina hɔ sɛ ommegye dua no nsoa. (Mat. 27:32) Bere a Yesu duu baabi a wɔrekokum no no, asraafo no de nnadewa bobɔɔ ne nsa ne ne nan fam dua no ho. Bere a Yesu sɛn dua no so no, na baabi a nnadewa no bobɔ no retew fa mu. Ná Yesu nnamfo redi awerɛhow, na na ne maame resu. Nanso Yudafo mpanyimfo no de, na wɔreserew no. (Luka 23:32-38; Yoh. 19:25) Yesu huu amane nnɔnhwerew pii. Sɛnea wɔbɔɔ no asɛndua mu nti, na ne koma ne n’aharawa ntumi nyɛ adwuma yiye. Enti ɔhome a, na ensi so. Ná Yesu nim sɛ wadi nokware, enti ansa na ɔrewu no, ɔtwee mframa kɔɔ ne mu, na ɔbɔɔ ne mpae a etwa to. Afei osii ne ti ase, na owui. (Mar. 15:37; Luka 23:46; Yoh. 10:18; 19:30) Yesu rewu no, ɔbrɛe paa! Ná ne wu no yɛ owuyaayaw ne animguase wu ankasa! w21.04 16 ¶4
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 12) Mateo 26:1-5, 14-16; Luka 22:1-6
NKAEDI DA
Bere a Owia Akɔtɔ
Benada, April 4
Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.—Luka 22:19.
Yesu kaa apam mmienu bi ho asɛm kyerɛɛ n’asomafo anokwafo 11 no. Ɛno ne apam foforo no ne Ahenni apam no. (Luka 22:20, 28-30) Saa apam yi buee kwan maa asomafo no ne nnipa kakraa bi sɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ ahemfo ne asɔfo wɔ soro. (Adi. 5:10; 14:1) Kristofo a wɔasra wɔn no nkaefo a wɔka saa apam mmienu yi ho no, wɔn nkutoo na wobetumi adi paanoo no na wɔanom bobesa no bi wɔ Nkaedi no ase. Yehowa ama wɔn anidaso nwonwaso bi. Ɛne sɛ wɔremporɔw, na wɔrentumi nwu da, na wɔne 144,000 no mufo a aka no ne Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no bɛbom adi ade. Nea ɛsen ne nyinaa no, wobehu Yehowa Nyankopɔn anim ne anim! (1 Kor. 15:51-53; 1 Yoh. 3:2) Kristofo a wɔasra wɔn no nim sɛ ɛsɛ sɛ wodi nokware kosi owu mu.—2 Tim. 4:7, 8. w22.01 21 ¶4-5
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 13) Mateo 26:17-19; Luka 22:7-13 (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 14) Mateo 26:20-56
Wukuda, April 5
Wobɛka me ho wɔ Paradise.—Luka 23:43.
Ná wɔabɔ abɔnefo mmienu asɛnduam aka Yesu ho. (Luka 23:40, 41) Wɔn mu baako ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ woba w’ahenni mu a, kae me.” (Luka 23:42) Ná Yesu nim sɛ n’Agya yɛ mmɔborɔhunufo, enti ɔkaa nsɛm a na ebetumi ama ɔbɔnefo a wɔabɔ no asɛnduam no anya anidaso. (Dw. 103:8; Heb. 1:3) Sɛ yenu yɛn ho ankasa wɔ nneɛma bɔne a yɛayɛ ho na yegye di sɛ Yesu Kristo mogya a ohwie gui de bɔɔ afɔre maa yɛn no betumi ama yɛanya bɔnefakyɛ a, ɛnde Yehowa nso ani begye ho sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn na wahu yɛn mmɔbɔ. (1 Yoh. 1:7) Ebetumi ayɛ den ama ebinom sɛ wobegye adi sɛ bɔne a wɔayɛ no, Yehowa de bɛkyɛ wɔn. Sɛ ɛtɔ da na wote nka saa a, susuw asɛm yi ho: Aka bere tiaa bi ama Yesu awu no, ohuu ɔbɔnefo bi a ogyee no dii saa bere no ara mu mmɔbɔ. Ɛnde, hwɛ mpɛn dodow ara Yehowa behu n’asomfo anokwafo , mmɔbɔ!—Dw. 51:1; 1 Yoh. 2:1, 2. w21.04 9 ¶5-6
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 14) Mateo 27:1, 2, 27-37
Yawda, April 6
‘Yesu kae sɛ: “Asa!”’—Yoh. 19:30.
Esiane sɛ Yesu dii nokware kosii owu mu nti, otumi yɛɛ nneɛma pa bebree. Nea edi kan, ɔma ɛdaa adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo. Yesu de n’abrabɔ kyerɛe sɛ ɛmfa ho nea Satan bɛyɛ biara no, onipa a ɔyɛ pɛ betumi adi nokware akosi owu mu. Nea ɛto so mmienu, Yesu de ne nkwa mae sɛ agyede. Esiane sɛ Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre nti, ama ayɛ yiye sɛ nnipa a wɔtɔ sin ne Onyankopɔn bɛfa adamfo na wɔanya anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa. Nea ɛto so mmiɛnsa, Yesu ma ɛdaa adi sɛ Yehowa tumidi na ɛteɛ, na ɔtew n’Agya din ho. Enti momma yɛmmɔ yɛn bra da biara da te sɛ nea saa da no ne da a etwa to wɔ yɛn asetena mu mfa nkyerɛ sɛ yɛyɛ anokwafo, anaa yɛn abrabɔ di mu! Yɛyɛ saa na ɛba sɛ yewu mpo a, yebetumi aka sɛ, “Yehowa, mayɛ nea metumi biara sɛ medi wo nokware, na mama Satan ayɛ ɔtorofo, na matew wo din ho, na makyerɛ sɛ metaa wo tumidi akyi!” w21.04 12 ¶13-14
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 15) Mateo 27:62-66 (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 16) Mateo 28:2-4
Fida, April 7
Oyi ne me Ba, nea medɔ no a magye no atom. Muntie no.—Mat. 17:5.
Wotwaa atoro too Yesu so, na afei nso wobuu no kumfɔ bere a na ɔnyɛɛ bɔne biara. Ɛno akyi no, wodii Yesu ho fɛw, wɔyɛɛ no ayayade, na wɔbɔɔ no asɛnduam. Wɔde nnadewa bobɔɔ ne nsam ne ne nan mu ma ewuraa ne honam mu. Sɛ ogu ahome biara a, na ɔte yaw, asɛm biara a ɔbɛka nso, na ɔte yaw. Nanso na ɛsɛ sɛ ɔkasa, efisɛ na nsɛm bi wɔ hɔ a ɛho hia a ɛsɛ sɛ ɔka. Yebetumi asua nneɛma a ɛho hia pii afi nsɛm a etwa to a Yesu kae no mu! Saa nsɛm no kae yɛn sɛ ɛho hia sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn na yenya awerɛhyem sɛ Yehowa nso de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. Ɛyɛ hokwan sɛ yɛanya anuanom bebree a wɔdɔ yɛn na wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn wɔ asafo no mu. Nanso sɛ yehia mmoa a, ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ wɔn na wɔboa yɛn. Yenim sɛ sɔhwɛ biara a ɛbɛto yɛn no, Yehowa bɛboa yɛn ama yɛafa mu. Afei nso, yɛahu sɛ ɛho hia sɛ yɛbɔ yɛn bra da biara da te sɛ nea saa da no ne da a etwa to wɔ yɛn asetena mu de kyerɛ sɛ yedi Yehowa nokware, na yenya awerɛhyem sɛ yɛn nkwa wɔ Yehowa nsam, na ɔbɛkae yɛn. w21.04 8 ¶1; 13 ¶17
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 16) Mateo 28:1, 5-15
Memeneda, April 8
Sɛ obi benya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ ohu wo a woyɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ no, na ohu Yesu Kristo a wosomaa no no nso.—Yoh. 17:3.
Sɛ yedi Yesu anammɔn akyi a, ɛbɛma yɛanya daa nkwa. Bere a aberante sikani bi bisaa Yesu sɛ ɔnyɛ dɛn na wanya daa nkwa no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Bra bedi m’akyi.” (Mat. 19:16-21) Ná Yudafo no bi nnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Me nguan di m’akyi, na mɛma wɔn daa nkwa.’ (Yoh. 10:24-29) Sɛ yɛde nea Yesu kyerɛkyerɛe no yɛ adwuma na yesuasua nea ɔyɛe a, ɛkyerɛ sɛ yegye no di. Yɛyɛ saa a, na ɛkyerɛ sɛ yɛnam ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so. (Mat. 7:14) Sɛ yebetumi adi Yesu anammɔn akyi pɛɛ a, ɛsɛ sɛ yehu no yiye. Yesu a ‘yebehu no yiye’ no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no daa; ɛsɛ sɛ da biara yehu no bi ka ho. Nea ɛkyerɛ ne sɛ yebesua ne ho ade ahu ne suban, n’adwene, nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ. Sɛ yɛbaa nokware no mu akyɛ oo, sɛ ɛnkyɛe oo, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho sɛ ‘yebehu’ Yehowa ne ne Ba no ‘yiye.’ w21.04 4 ¶9-10
Kwasida, April 9
‘Bere bi a atwam no mekekaa abususɛm, na metan nkurɔfo ani.’—1 Tim. 1:13.
Ebetumi aba sɛ nneɛma bi a na ɔsomafo Paul ayɛ atwam no, ɛtɔ da a na ɛteetee no. Ɔno ara kaa sɛ abɔnefo nyinaa, ɔno na ‘odi kan,’ na ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ ɔkaa saa! (1 Tim. 1:15) Ansa na Paul reba nokware no mu no, okyinkyin nkurow pii mu kɔtan Kristofo ani, ɔde wɔn mu bi guu afiase, na ɔde n’ano toom ma wokunkum ebinom nso. (Aso. 26:10, 11) Wo de, hwɛ sɛ Paul akohyia Kristoni aberantewa anaa ababaa bi, na Paul akae sɛ ɔka ho bi na wokum n’awofo. Wohwɛ a ɔbɛte nka sɛn? Mfomso a Paul dii no, onuu ne ho paa, nanso na onim sɛ nea ebesi anya asi awie; ɔrentumi nyɛ ho hwee. Ogye toom sɛ Kristo wu maa no, ɛno nti ɔde ahotoso kaa sɛ: “Onyankopɔn adom nti na mete sɛnea mete yi.” (1 Kor. 15:3, 10) Dɛn na yesua fi mu? Gye tom sɛ Kristo wu maa wo, na wabue kwan ama wo sɛnea ɛbɛyɛ a wo ne Yehowa bɛfa adamfo denneennen. (Aso. 3:19) Nea ehia Onyankopɔn ne nea yɛreyɛ seesei ne nea yɛbɛyɛ daakye, na ɛnyɛ bɔne a yɛayɛ atwam.—Yes. 1:18. w21.04 23 ¶11
Dwoda, April 10
Monsɔ honhom mu nsɛm no nhwɛ sɛ efi Onyankopɔn hɔ anaa, efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.—1 Yoh. 4:1.
Yesu bere so no, na Yudafo no pii nhwɛ kwan sɛ Mesia no bewu, nanso hwɛ nkɔm a Kyerɛwnsɛm no hyɛe: “Ɔde ne nkwa too hɔ maa owu, na wɔkan no fraa mmaratofo; ɔsoaa nnipa pii bɔne, na ogyinaa mu maa mmaratofo.” (Yes. 53:12) Enti bere a wokum Yesu sɛ ɔdebɔneyɛfo no na anka ɛnsɛ sɛ ɛto Yudafo no hintidua. Ɛnnɛ, sɛ yɛhwehwɛ nokware a ɛwɔ asɛm bi mu a, ɛremma biribiara nto yɛn hintidua. Yesu bepɔw so asɛnka no mu no, ɔbɔɔ n’atiefo kɔkɔ sɛ ebinom ‘bedi atoro aka asɛmmɔne biara ato’ wɔn so. (Mat. 5:11) Atosɛm a ɛte saa nyinaa fi Satan. Satan piapia asɔretiafo ma wɔka atosɛm de sɛe Yehowa asomfo din. (Adi. 12:9, 10) Ɛnsɛ sɛ yetie atosɛm a wɔn a wɔmpɛ yɛn asɛm keka no. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma atosɛm a ɛte saa hunahuna yɛn anaa ɛsɛe yɛn gyidi. w21.05 11 ¶14; 12 ¶16
Benada, April 11
Munnsuro; mo ho hia sen nkasanoma bebree.—Mat. 10:31.
Boa wo Bible suani ma ɔmfa ne ho nto Yehowa so. Yesu maa n’asuafo no awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa wɔn efisɛ ɔdɔ wɔn. (Mat. 10:19, 20, 29, 30) Ma wo Bible suani no nhu sɛ Yehowa bɛboa ɔno nso. Botae ahorow a ɔde asisi n’ani so no, sɛ wo ne no bɔ ho mpae a, ebetumi aboa no ma ɔde ne ho ato Yehowa so. Franciszek a ɔte Poland ka sɛ: “Sɛ na me kyerɛkyerɛfo no ne me rebɔ mpae a, na ɔtaa ka botae ahorow a mede asisi m’ani so no ho asɛm. Bere a mihuu sɛnea Yehowa buaa me kyerɛkyerɛfo no mpaebɔ no, ntɛm ara na me nso mifii ase bɔɔ mpae. Bere a minyaa adwuma foforo no, na ehia sɛ mesrɛ kwan na matumi akɔ adesua ne nhyiam. Mihui sɛ Yehowa tiee me.” Yehowa dwen yɛn Bible asuafo ho paa. Adwumaden a nokware Kristofo reyɛ de akyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔabɛn Yehowa no, ohu na n’ani sɔ paa. (Yes. 52:7) Seesei sɛ wunni Bible suani mpo a, wubetumi aboa Bible asuafo ama wɔanya nkɔso abɔ asu. Nea wobɛyɛ ne sɛ wo ne adawurubɔfo afoforo bɛkɔ akɔyɛ wɔn Bible adesua. w21.06 7 ¶17-18
Wukuda, April 12
N’ani gye Yehowa mmara ho, na ɔkenkan Ne mmara no dwinnwen ho awia ne anadwo.—Dw. 1:2.
Hokwan a yɛanya sɛ yɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no, sɛ yɛkenkan no daa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ da yɛ nhyehyɛe de kenkan Bible na yesua. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ biribi a yenya kwan a na yɛyɛ. Sɛ yɛyɛ nhyehyɛe de sua Bible daa, na yedi so a, ɛbɛma yɛn gyidi akɔ so ayɛ den. Yɛnte sɛ wiase “anyansafo ne animdefo” no. Yɛn de, yɛn gyidi gyina Onyankopɔn Asɛm so. (Mat. 11:25, 26) Bible no a yesua nti, yenim nea enti a nneɛma resɛe wɔ wiase saa ne nea Yehowa bɛyɛ wɔ ho. Enti, momma yɛmfa nsi yɛn ani so sɛ yɛbɛhyɛ yɛn gyidi den, na yɛmmoa nnipa dodow biara a yebetumi mma wommehu yɛn Bɔfo no. (1 Tim. 2:3, 4) Afei nso, momma yɛnkɔ so nnya anidaso sɛ, bere bi bɛba a nnipa a ɛte asaase so nyinaa bɛka asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 4:11 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam . . . efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa.” w21.08 19 ¶18-20
Yawda, April 13
Munnya onuadɔ mma mo ho, na obiara mpɛ ne yɔnko asɛm paa.—Rom. 12:10.
Asafo mu mpanyimfo yɛ ahwɛfo, enti sɛ ɛho behia sɛ wɔde afotu ma a, wɔn na ɛyɛ wɔn asɛde. Afotu a wɔde bɛma no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden ma ɛyɛ nea ɛbɛboa na akanyan onii a wɔretu no fo no ama ne ‘koma adi ahurusi.’ (Mmeb. 27:9)Asafo mu mpanyimfo dɔ anuanom. Enti ɛtɔ da na wohu sɛ onua bi nam nea ɛhɔ yɛ toro a, ɔdɔ kanyan wɔn ma wotu no fo. (Gal. 6:1) Ansa na ɔpanyin bi betu obi fo no, nea ɔsomafo Paul ka faa ɔdɔ ho no, ɛbɛyɛ papa sɛ osusuw ho. “Ɔdɔ wɔ abotare na ne yam ye. . . . Ɛtɔ ne bo ase biribiara mu, egye biribiara di, ɛwɔ biribiara mu anidaso, na egyina biribiara ano.” (1 Kor. 13:4, 7) Sɛ ɔpanyin no tɔ ne bo ase dwinnwen Bible mu nsɛm yi ho a, ɛbɛboa ama n’afotu no ayɛ akɔnnɔ. Onii a ɔretie afotu no, sɛ ohu sɛ ɔpanyin no dwen ne ho a, ɛda adi sɛ, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ obegye atom. w22.02 14 ¶3; 15 ¶5
Fida, April 14
Wɔtew atua na wɔmaa ne honhom kronkron no werɛ howee.—Yes. 63:10.
Yehowa bɔɔ abɔfo ne nnipa no, na sintɔ biara nni wɔn ho. Ná wodi mu. Nanso ɔbɔfo bi a wɔbɛfrɛɛ no Satan, a ɛkyerɛ “Ɔsɔretiafo” no, tew Yehowa so atua, na ɔmaa Adam ne Hawa a sintɔ biara nni wɔn ho no nso tew Yehowa so atua. Abɔfo binom ne nnipa afoforo nso kɔkaa atuatewfo yi ho. (Yuda 6) Yehowa tee nka sɛ wɔadi no huammɔ. Nanso wagyina weinom nyinaa ano, na ɔbɛkɔ so agyina mu akosi sɛ bere bɛso ama wasɛe atuatewfo no nyinaa. Ɛba saa a, Yehowa ne wɔn a wɔsom no nokware mu nyinaa ani begye, efisɛ wɔremfa ateetee a ɛte saa mu bio! Satan bɔɔ Yehowa somfo nokwafo Hiob sobo sɛ, nea obenya afi Onyankopɔn hɔ ara nti na ɔsom no. Ɔnam ɛno so kyerɛe sɛ, Yehowa asomfo anokwafo nyinaa nso kura saa adwene no ara. (Hiob 1:8-11; 2:3-5) Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, Ɔbonsam da so ara bɔ nnipa sobo sɛ nea wobenya afi Onyankopɔn hɔ ara nti na wɔsom no. (Adi. 12:10) Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ sobo a Satan bɔ yɛn no nyɛ nokware? Sɛ yehyia sɔhwɛ na yemia yɛn ani gyina mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ nea Ɔbonsam keka no nyɛ nokware. Mmom, ɔdɔ a yɛdɔ Yehowa nti na yɛsom no. w21.07 9 ¶7-8
Memeneda, April 15
Munyi mo nneyɛe bɔne mfi m’anim; munnyae bɔne yɛ.—Yes. 1:16.
Ɔsomafo Paul yɛɛ ntotoho bi a ɛma yehu sɛ, ɛho hia paa sɛ yɛsesa yɛn suban. Ɔkaa sɛ yɛmmɔ yɛn suban dedaw no “asɛndua mu.” (Rom. 6:6) Yɛbɛka no kwan foforo so a, yɛpɛ sɛ yesuasua Kristo. Enti suban ne nneyɛe biara a Yehowa kyi no, ɛsɛ sɛ yetu ase koraa. Sɛ yɛyɛ saa nko ara a na ɛbɛma yɛanya ahonim pa, na yɛanya anidaso sɛ yebenya daa nkwa. (Yoh. 17:3; 1 Pet. 3:21) Yehowa rensesa ne mmara sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne nea yɛpɛ behyia. Mmom, yɛn na ɛsɛ sɛ yɛsesa yɛn suban ma ɛne n’apɛde hyia. (Yes. 1:17, 18; 55:9) Wobɔ asu wie mpo a, ɛho hia sɛ wokɔ so ko tia honam akɔnnɔ. Bɔ mpae hwehwɛ Yehowa mmoa, na ma ne honhom nkyerɛ wo kwan, na mfa wo ho nto w’ahoɔden so. (Gal. 5:22; Filip. 4:6) Sɛ yebetumi ayi suban dedaw no agu, a yɛrensan nkɔfa bio a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa. w22.03 6 ¶15-17
Kwasida, April 16
[Yehowa] bɛboa wo.—Dw. 55:22.
Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yɛde n’Ahenni no di kan, na yɛde n’akwankyerɛ bɔ yɛn bra a, ɔbɛma yɛn nea yebedi, nea yɛbɛhyɛ ne baabi a yɛde yɛn ti bɛto. (Mat. 6:33) Sɛ yɛkae wei a, ɛremma yennya adwene sɛ wiase ahonyade bɛma yɛanya ahobammɔ ne akomatɔyam. Yenim sɛ ade baako pɛ a ebetumi ama yɛanya asomdwoe a edi mu ne sɛ yɛbɛyɛ Yehowa apɛde. (Filip. 4:6, 7) Sɛ yɛwɔ sika a yɛde bɛtotɔ nneɛma pii mpo a, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ɛyɛ nneɛma a yehia ankasa, na yebenya bere ne ahoɔden de ahwɛ so anaa de asiesie? Afei nso, sɛ yɛyɛ atotɔatotɔ a, ɛbɛma yɛde yɛn werɛ ahyɛ ahonyade a yɛwɔ mu anaa? Kae sɛ, Onyankopɔn ama yɛn adwuma bi wɔ n’abusua no mu a ɔpɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ. Enti ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara yi yɛn adwene fi saa adwuma no so. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ sɛ ɔbarima bi a n’ahonyade nti, ɔpoo hokwan a onyae sɛ ɔde bɛsom Yehowa no. Nea ɔyɛe no nti, hokwan a anka obenya sɛ Onyankopɔn begye no de no ayɛ ne ba no bɔɔ no!—Mar. 10:17-22. w21.08 6 ¶17
Dwoda, April 17
‘Obiara a obebisa anidaso a mowɔ no ho biribi no, munyi no ano.’—1 Pet. 3:15.
Sɛ wusua Bible na wohwɛ nneɛma a Yehowa abɔ nso a, wubehu ne suban. Sɛ yesua Yehowa ho ade saa a, ɛma yehu sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa. (Ex. 34:6, 7; Dw. 145:8, 9) Sɛ wokɔ so hu Yehowa yiye a, ɛbɛma gyidi a wowɔ wɔ ne mu ayɛ kɛse, na ɔdɔ a wowɔ ma no no mu bɛyɛ den, na ɛbɛma wo ne n’adamfofa mu nso ayɛ den. Gyidi a wowɔ wɔ Onyankopɔn mu no, ka ho asɛm kyerɛ afoforo. Nanso, sɛ wudi obi adanse na ɔka asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na wunhu nea wobɛka a, dɛn na wobɛyɛ? Bɔ mmɔden yɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma no bi mu, na nkyerɛkyerɛmu a egyina Bible so a ebeyi n’asɛm no ano no, wo ne no nkosusuw ho. Wubetumi nso aka akyerɛ onua bi a ne ho akokwaw ama waboa wo. Bible mu nkyerɛkyerɛmu a wode bɛma onii no, sɛ ogye tom oo, sɛ wannye antom oo, nhwehwɛmu a woyɛe no, wo ara nso wubenya so mfaso. Ɛbɛma wo gyidi nso ayɛ den. w21.08 18 ¶14-15
Benada, April 18
Meka kyerɛɛ mo; mamfa ansie mo.—Aso. 20:20.
Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nneɛma a yɛn ani gye ho nyinaa yegyae yɛ. (Ɔsɛnk. 5:19, 20) Nanso, nneɛma bi a yɛn ani gye ho nti sɛ yɛmpɛ sɛ yɛyɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu a, ɛnde yebetumi adi mfomso te sɛ ɔbarima a na ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no. Ná saa ɔbarima no pɛ sɛ odwudwo ne ho wɔ asetena mu, enti wanhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. (Luka 12:16-21) Sɛ yehyia nsɛnnennen a, yɛbɔ mpae hwehwɛ mmoa na yesusuw ho yiye hwɛ nea yebetumi ayɛ wɔ ho. (Mmeb. 3:21) Yehowa hyira yɛn wɔ akwan pii so. Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea yebetumi nyinaa de yi no ayɛ a, ɛbɛma wahu sɛ yɛn ani sɔ saa nhyira no paa. (Heb. 13:15) Ebi ne sɛ, yɛbɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu; wei bɛma yɛanya nhyira pii. Da biara, momma yɛnhwehwɛ akwan a yebetumi afa so ‘aka ahwɛ na yɛahu sɛ Yehowa ye.’ (Dw. 34:8) Yɛyɛ saa a, na yɛresuasua Yesu. Ɔkaa sɛ: “M’aduan ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na mawie n’adwuma.”—Yoh. 4:34. w21.08 30-31 ¶16-19
Wukuda, April 19
Ahantan di ɔsɛe anim, na ahomaso honhom di ahwease anim.—Mmeb. 16:18.
Satan pɛ sɛ yɛma yɛn ho so anaa yɛyɛ ahantan. Onim sɛ, sɛ yɛyɛ ahantan a, na yɛresuasua no, na ɛbɛma daa nkwa abɔ yɛn. Ɛno nti ɔsomafo Paul bɔ yɛn kɔkɔ sɛ obi betumi ayɛ ahantan, “na wahwe atemmu a wɔde ama Ɔbonsam no mu.” (1 Tim. 3:6, 7) Sɛ yɛbaa nokware no mu nkyɛe oo, sɛ yɛde mfe pii na asom Yehowa oo, biribi a ɛte saa betumi ato yɛn mu biara.Sɛ obi yɛ ahantan a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ pɛsɛmenkominya nso. Sɛ yehyia ɔhaw a, Satan mpɛ sɛ yɛde Yehowa akwankyerɛ yɛ adwuma, mmom ɔpɛ sɛ yɛyɛ nea yɛn ara yɛpɛ. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ pɛsɛmenkominya. Yemmisa sɛ, obi atwa asɛm ato wo so pɛn anaa obi ne wo adi no nwenenweneenwene? Sɛ biribi a ɛte saa nti, Satan hu sɛ wo bo afuw Yehowa anaa wo nuanom a, ɛbɛma n’ani agye paa. Afei nso, sɛ nsɛmnsɛm sɔre wɔ yɛne yɛn nuanom ntam a, akwankyerɛ a Yehowa de ama yɛn wɔ n’Asɛm no mu no, Satan mpɛ sɛ yɛde bɛyɛ adwuma. Mmom ɔpɛ sɛ yenya adwene sɛ ɔkwan baako pɛ a yebetumi afa so asiesie yɛne yɛn nuanom ntam ne sɛ yɛbɛyɛ nea yɛn ara yɛpɛ.—Ɔsɛnk. 7:16, 20. w21.06 15 ¶4-5
Yawda, April 20
“Asaase no sofo nyinaa nso, monhyɛ mo ho den,” Yehowa asɛm ni, “na monyɛ adwuma. Efisɛ meka mo ho,” asafo Yehowa asɛm ni.—Hag. 2:4.
Yehowa de adwuma bi a ɛho hia hyɛɛ odiyifo Hagai nsa. Yudafo a wofi Babilon nkoasom mu baa Yerusalem afe 537 A.Y.B. no, ɛbɛyɛ sɛ na Hagai ka ho. Bere a Yehowa asomfo anokwafo yi beduu Yerusalem no, ankyɛ na wɔtoo Yehowa fie anaa asɔrefie no fapem. (Esra 3:8, 10) Nanso ɛno akyi bere tiaa bi no, awerɛhosɛm bi sii. Esiane sɛ atamfo sɔre tiaa wɔn nti, wɔn aba mu bui, na wogyaee adwuma a na wɔreyɛ no. (Esra 4:4; Hag. 1:1, 2) Ɛno nti, afe 520 A.Y.B. no, Yehowa ka kyerɛɛ Hagai sɛ ɔnkɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔnsɔre waka nsi asɔrefie no nwie. (Esra 6:14, 15) Asɛm a Hagai kɔka kyerɛɛ Yudafo no, na ne botae ne sɛ ɛbɛboa wɔn ma wɔanya Yehowa mu gyidi. Ɛbɛyɛ sɛ asɛm “asafo Yehowa” a wɔtee no hyɛɛ wɔn nkuran paa. Yehowa wɔ abɔfo asafodɔm kɛse a ɔde wɔn yɛ adwuma. Ɛno nti, sɛ Yudafo no de wɔn ho to ne so a, na wobetumi awie adwuma no. w21.09 15 ¶4-5
Fida, April 21
Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.—Yoh. 13:35.
Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo a ɛwɔ wiase baabiara dodɔ wɔn ho paa, na koroyɛ wɔ wɔn ntam. Nyamesom kuw biara nni hɔ a ɛte sɛ yɛn de no, efisɛ yɛyɛ abusua baako. Ɛwom, ɛsono ɔman a obiara fi so, kasa a obiara ka ne obiara amammerɛ, nanso mframa mfa yɛn ntam koraa. Sɛ wokɔ asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam a, wubehu ɔdɔ amapa a yɛreka ho asɛm yi. Wei yɛ adanse a ɛma yenya awerɛhyem paa sɛ ɔkwan a yɛfa so som Yehowa no, ɛno na ɔpene so. (Yoh. 13:34) Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnnodɔ yɛn ho denneennen.’ (1 Pet. 4:8) Ɔkwan baako a yɛn mu biara betumi afa so ayi saa ɔdɔ yi adi akyerɛ ne sɛ, yɛn mu biara de ne yɔnko bɔne bɛkyɛ no, na yɛn mu biara anya ne yɔnko sintɔ ho abotare. Yɛyere yɛn ho hwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ayi yɛn yam ada ahɔhoyɛ adi akyerɛ obiara a ɔwɔ asafo no mu. Sɛ obi afom yɛn mpo a, yentwa no nnyaw. (Kol. 3:12-14) Sɛ yɛda ɔdɔ kann a ɛte saa adi a, ɛyɛ adanse paa a ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ nokware Kristofo. w21.10 22 ¶13-14
Memeneda, April 22
Nea ɔdɔ ne ba no, ɔde ahokeka teɛ no so.—Mmeb. 13:24.
Sɛ obi yɛ bɔne na wannu ne ho na wotu no a, ebetumi ama wasesa ne suban anaa? Yiw, ebetumi ama wasesa. Wɔn a wɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru ma wotuu wɔn no bebree abehu sɛ, ade a na wohia ara na mpanyimfo no de wɔn nan sii fam yɛe no, efisɛ ɛmaa wɔn ani baa wɔn ho so, wɔsesaa wɔn akwan, na wɔsan baa Yehowa nkyɛn. (Heb. 12:5, 6) Momma yɛnhwɛ mfatoho bi. Oguanhwɛfo bi ahu sɛ ne guan baako yare. Onim sɛ, sɛ obetumi asa saa yare no a, gye sɛ oyi oguan a ɔyare no fi nguankuw no mu. Nguan de, wɔmpɛ sɛ wɔbɛtew wɔn ho afi nguankuw no ho. Enti sɛ obi yi wɔn fi mu a, wɔn ani so betumi atan wɔn. Nanso, sɛ oguanhwɛfo no yi oguan a ɔyare no fi nguankuw no mu kɔsa no yare a, ɛkyerɛ sɛ ne tirim yɛ den anaa? Ɛnte saa koraa. Mmom onim sɛ, sɛ ogyaw oguan a ɔyare no wɔ nguankuw no mu a, ɔde yare no bɛsan wɔn a aka no. Nanso sɛ oyi oguan a ɔyare no fi wɔn mu a, ɛbɛbɔ nguan a aka no nyinaa ho ban. w21.10 10 ¶9-10
Kwasida, April 23
Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nnwuma pa na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.—Mat. 5:16.
Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛwɔ anuanom a wɔdodɔ wɔn ho wɔ wiase baabiara. Yɛn koma so ade ne sɛ, nnipa pii bɛba abɛka yɛn ho ma yɛasom yɛn Nyankopɔn no. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa na yɛanyɛ biribiara a ɛbɛsɛe Yehowa asomfo din anaa ɛbɛma nkurɔfo abɔ yɛn soro Agya no dimmɔne. Yɛyere yɛn ho bɔ bra pa sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛtwetwe nkurɔfo ma wɔatie asɛmpa no. Esiane sɛ yetie yɛn Agya a ɔwɔ soro no nti, ɛtɔ da a nkurɔfo bu yɛn animtiaa anaasɛ wɔsɔre tia yɛn mpo. Na sɛ yesuro sɛ yɛbɛka yɛn gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo a, dɛn na yɛbɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yenya awerɛhyem sɛ Yehowa ne ne Ba no ayɛ krado sɛ wɔbɛboa yɛn. Yesu maa n’asuafo no awerɛhyem sɛ, ɛnsɛ sɛ wodwinnwen sɛnea wɔbɛkasa anaa nea wɔbɛka ho. Adɛn ntia? Yesu kaa sɛ: “Wɔde nea mobɛka bɛma mo amonom hɔ ara. Efisɛ ɛnyɛ mo ara na mobɛkasa, mmom mo Agya no honhom na ɛnam mo so bɛkasa.”—Mat. 10:19, 20. w21.09 24 ¶17-18
Dwoda, April 24
Mɛka akyerɛ Yehowa sɛ: “Wone me guankɔbea ne m’abannennen.”—Dw. 91:2.
Mose nso de Yehowa totoo guankɔbea ho. (Dw. 90:1, ase hɔ asɛm) Bio nso, aka kakra ma Mose awu no, ɔde biribi foforo a ɛhyɛ nkuran yɛɛ ntotoho. Ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn ne wo guankɔbea fi tete; ne basa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo mu.” (Deut. 33:27) Asɛm a ɛne, “ne basa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo mu” no, dɛn na ɛma yehu fa Yehowa ho? Sɛ Yehowa yɛ yɛn guankɔbea a, yɛte nka sɛ yɛwɔ ahobammɔ. Nanso ɛtɔ da a, yetumi botow ara ma yegye yɛn ho a, ennye. Ɛba saa a, dɛn na Yehowa bɛyɛ de aboa yɛn? (Dw. 136:23) Ɔde ne basa beso yɛn mu, na wapagyaw yɛn brɛoo, na waboa yɛn ama yɛasan agyina yɛn nan so. (Dw. 28:9; 94:18) Yenim sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ma yɛn bere nyinaa. Wei ma yɛkae sɛ wahyira yɛn wɔ akwan mmienu so. Nea edi kan, baabi a yɛte biara no, yenim sɛ Yehowa yɛ guankɔbea ma yɛn. Nea ɛto so mmienu, yɛn Agya a ɔwɔ soro no dɔ yɛn na odwen yɛn ho paa. w21.11 6 ¶15-16
Benada, April 25
Sɔhwɛ ahorow betumi ama mo werɛ ahow.—1 Pet. 1:6.
Ná Yesu nim sɛ, sɛ nkurɔfo ne n’asuafo anni no yiye a, ɛbɛsɔ wɔn gyidi ahwɛ. Nea ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi agyina ano no, Yesu yɛɛ mfatoho bi a ɛho asɛm wɔ Luka nhoma no mu. Ná ɛfa okunafo bi ho. Ná daa osu gu ɔtemmufo bi a ɔnteɛ so sɛ ommu atɛntrenee mma no. Ná ɔwɔ awerɛhyem sɛ, sɛ ɔkɔ so ara srɛ ɔtemmufo no a, da koro obedi n’asɛm ama no. Ampa, ewiee ase no, ɔtemmufo no yɛɛ n’apɛde maa no. Dɛn na yesua fi mu? Ɛne sɛ Yehowa yɛ ɔtreneeni. Enti Yesu kaa sɛ: “Munnye nni sɛ obebu atɛntrenee ama wɔn a wapaw wɔn a wosu frɛ no awia ne anadwo no anaa?” (Luka 18:1-8) Yesu de kaa ho sɛ: “Sɛ onipa Ba no ba a, obehu gyidi a ɛte saa wɔ asaase so ampa?” Sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye a, ɛsɛ sɛ yenya abotare na yɛde animia gyina mu de kyerɛ sɛ yɛn gyidi yɛ den te sɛ okunafo no. Sɛ yenya gyidi a ɛte saa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛkyɛ sɛ dɛn ara mpo a, Yehowa bedi yɛn asɛm ama yɛn. Afei nso, ɛsɛ sɛ yegye di sɛ mpaebɔ tumi yɛ adwuma paa. w21.11 23 ¶12; 24 ¶14
Wukuda, April 26
Aberante bɛyɛ dɛn ama n’abrabɔ ho atew? Ɛne sɛ ɔbɛhwɛ de w’asɛm abɔ ne bra.—Dw. 119:9.
Mmabun, ɛtɔ da a mote nka sɛ Yehowa mmara ma mo ho kyere mo dodo anaa? Saa adwene no na Satan pɛ sɛ munya. Nnipa a ɛnam ɔkwan a ɛtrɛw no so no, wohwɛ a, ɛbɛyɛ wo sɛ wɔregye wɔn ani paa. Ɛno na Satan pɛ sɛ mode mo adwene kɔ so. Ebia ɔde nea wo mfɛfo sukuufo reyɛ ne nea wuhu wɔ Intanɛt so bɛdaadaa wo ama woate nka sɛ wɔregye wɔn ani gya wo. Satan pɛ sɛ wunya adwene sɛ, sɛ wudi Yehowa mmara so a, sɛnea anka wopɛ sɛ wosɛpɛw wo ho no, worentumi nyɛ saa. Nanso kae sɛ: Satan mpɛ sɛ wɔn a ɛnam ɔkwan a ɛtrɛw no so no hu sɛnea ebewie wɔn. (Mat. 7:13, 14) Nanso Yehowa de, wama wɔn a wɔnam nkwa kwan no so no ahu nea wɔn nsa bɛka daakye.—Dw. 37:29; Yes. 35:5, 6; 65:21-23. w21.12 23 ¶6-7
Yawda, April 27
‘Mumfi mo komam mfa nkyɛ mo nuanom.’—Mat. 18:35.
Yenim sɛ ade a ɛfata sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛde afoforo bɔne bɛkyɛ wɔn. Nanso ɛtɔ da a, ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ saa. Ɔsomafo Petro nso, ɛtɔ da a na ɛbɛyɛ sɛ ɔte nka saa ara. (Mat. 18:21, 22) Ɛnde dɛn na ebetumi aboa yɛn? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yedwinnwen yɛn bɔne bebree a Yehowa de akyɛ yɛn no ho. (Mat. 18:32, 33) Yɛmfata sɛ anka ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn nanso oyi ne yam de kyɛ yɛn. (Dw. 103:8-10) Ɛno da nkyɛn a, yɛn ankasa nso “ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho.” Enti ɛnyɛ sɛ yɛpɛ a na yɛde bɔne kyɛ; etwa sɛ yɛde kyɛ! Ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛde yɛn nuanom mfomso kyɛ wɔn. (1 Yoh. 4:11) Nea ɛto so mmienu, sɛ yɛde bɔne kyɛ a, yennwinnwen nea ebefi mu aba no ho. Ebia ɛbɛboa onua a wafom yɛn no, ɛbɛma baakoyɛ atena asafo no mu, ɛbɛma yɛne Yehowa adamfofa mu ayɛ den, na ayi adesoa afi yɛn so. (2 Kor. 2:7; Kol. 3:14) Nea etwa to no, Onii a ose yɛmfa bɔne nkyɛ no, bɔ no mpae. Asomdwoe a ɛwɔ wo ne wo mfɛfo Kristofo ntam no, mma Satan kwan mma ɔnnsɛe no. (Efe. 4:26, 27) Sɛ yɛmpɛ sɛ Satan afiri yi yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa boa yɛn. w21.06 22 ¶11; 23 ¶14
Fida, April 28
Wo na wubedi Israel so hene.—1 Sam. 23:17.
Ná Dawid reguan apere ne nkwa. Saa bere no, na Israel hene Saul a ɔwɔ akyitaafo bebree no awe ataa so sɛ obekum no. Bere a ɔkɔm dee Dawid no, ɔkɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nob mu kɔsrɛe sɛ wɔmma no paanoo nnum. (1 Sam. 21:1, 3) Akyiri yi, ɔne ne mmarima no nyaa ɔbodan bi kɔbɔɔ wɔn ho aguaa wɔ mu. (1 Sam. 22:1) Ɛyɛɛ dɛn na Dawid kɔɔ saa ɔhaw yi mu? Dawid dii nkonim wɔ akodi bebree mu. Wei maa nkurɔfo pii bɛpɛɛ n’asɛm, na wɔkamfoo no. Ɛno nti, na ahoɔyaw rekum Saul. Afei nso, na Saul nim sɛ ɔno ankasa asoɔden nti na Yehowa poo no sɛ Israel hene, na ɔpaw Dawid sɛ ommesi n’anan no. (1 Sam. 23:16, 17) Nanso, esiane sɛ na Saul da so ara yɛ Israel hene nti, na ɔwɔ asraafodɔm ne akyitaafo bebree. Wei nti, na ɛsɛ sɛ Dawid guan pere ne nkwa. Nea na Saul reyɛ no, na odwen sɛ obetumi ako atia Onyankopɔn nhyehyɛe, na wayɛ ara ma ahenni no abɔ Dawid anaa? (Yes. 55:11) Bible no nka, nanso nea yenim ne sɛ: Nea na Saul reyɛ no kyerɛ sɛ na ɔnenam baabi a ɛhɔ yɛ toro. Obiara a ɔko tia Onyankopɔn no, ke ara ne ke, obedi ntwo! w22.01 2 ¶1-2
Memeneda, April 29
‘Nikodemo baa Yesu nkyɛn anadwo.’—Yoh. 3:1, 2.
Yesu yeree ne ho yɛɛ asɛnka adwuma no. Hokwan biara a Yesu nyae no, ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo de kyerɛe sɛ ɔdɔ nnipa. (Luka 19:47, 48) Dɛn na ɛkaa no ma ɔyɛɛ saa? Yesu yam hyehyee no maa wɔn. Ɛtɔ da a, na nnipa pii pɛ sɛ wotie Yesu nkyerɛkyerɛ, enti na ɔne n’asuafo no ‘ntumi nnidi mpo.’ (Mar. 3:20) Afei nso, esiane sɛ anadwo na na eye ma ɔbarima bi sɛ obetie Yesu nti, onyaa bere maa no. Nnipa a mfiase no wotiee Yesu no mu dodow no ara ammɛyɛ n’asuafo. Nanso Yesu dii obiara a otiee no no adanse fefeefe. Ɛnnɛ, yɛpɛ sɛ yɛma obiara nya hokwan tie asɛmpa no. (Aso. 10:42) Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ ebia yɛsesa ɔkwan a yɛfa so ka asɛmpa no. Sɛ́ anka yɛbɛka asɛmpa no bere a eye ma yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sesasesa bere a yɛde ka asɛmpa no, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya nnipa bebree. Yɛyɛ saa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani begye. w22.01 17 ¶13-14
Kwasida, April 30
Onipa di onipa so ma ewie no bɔne.—Ɔsɛnk. 8:9.
Nnansa yi, wɔn a wɔwɔ tumi no, ɛyɛ den ma nnipa bebree sɛ wobenya wɔn mu ahotoso. Saafo no ahu sɛ, atemmu ne aban nhyehyɛe no taa di boa asikafo ne atumfo, na wotiatia ahiafo fahodi so. Afei nso, nyamesom akannifo no bi abrabɔ nye koraa. Wei nti, ama ebinom nni Onyankopɔn mu gyidi bio. Ɛno nti, sɛ obi pene so sɛ yɛne no nsua Bible a, ɛsɛ sɛ yɛboa no ma onya Yehowa ne anuanom a edi nneɛma anim no mu ahotoso. Nanso ɛnyɛ Bible asuafo nko ara na ehia sɛ wonya Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu ahotoso. Yɛn a yɛbaa nokware no mu akyɛ mpo, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ bere nyinaa Yehowa akwan na ɛyɛ papa paa. Ɛtɔ da a, asɛm bi a ebesi betumi asɔ ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no ahwɛ. w22.02 2 ¶1-2