Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es23 kr. 47-57
  • May

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • May
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2023
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dwoda, May 1
  • Benada, May 2
  • Wukuda, May 3
  • Yawda, May 4
  • Fida, May 5
  • Memeneda, May 6
  • Kwasida, May 7
  • Dwoda, May 8
  • Benada, May 9
  • Wukuda, May 10
  • Yawda, May 11
  • Fida, May 12
  • Memeneda, May 13
  • Kwasida, May 14
  • Dwoda, May 15
  • Benada, May 16
  • Wukuda, May 17
  • Yawda, May 18
  • Fida, May 19
  • Memeneda, May 20
  • Kwasida, May 21
  • Dwoda, May 22
  • Benada, May 23
  • Wukuda, May 24
  • Yawda, May 25
  • Fida, May 26
  • Memeneda, May 27
  • Kwasida, May 28
  • Dwoda, May 29
  • Benada, May 30
  • Wukuda, May 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2023
es23 kr. 47-57

May

Dwoda, May 1

Nea ɔde animia gyinaa pintinn . . . no, munsusuw ne ho yiye.—Heb. 12:3.

Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛahu Yehowa Ba no yiye no, Yehowa adom yɛn de Nsɛmpa nnan no aba Bible no mu. Yesu asetena ne ɔsom adwuma a ɔbɛyɛe no, ɛho asɛm na ɛwɔ Nsɛmpa no mu. Nsɛmpa no ma yehu nsɛm a Yesu kae, nea ɔyɛe, ne sɛnea na ɔte nka. Nsɛmpa nnan no boa yɛn ma ‘yesusuw’ nea Yesu yɛe no ho ‘yiye.’ Sɛ yɛbɛka a, anammɔn a Yesu tutui no, yehu wɔ Nsɛmpa no mu. Enti sɛ yesua Nsɛmpa no a, ebetumi ama yɛahu Yesu yiye paa, na ɛno bɛma yɛatumi adi n’anammɔn akyi pɛɛ. Sɛ yɛpɛ sɛ Nsɛmpa no boa yɛn paa a, ɛnde ɛnsɛ sɛ yɛkenkan no saa ara kɛkɛ, mmom ɛsɛ sɛ yegye bere sua no yiye na yedwinnwen ho kɔ akyiri. (Fa toto Yosua 1:8 ho.) Sɛ worekenkan Nsɛmpa no a, fa no sɛ na wowɔ hɔ bi na asɛm no sii. Fa no sɛ wode w’ani huu nea na ɛrekɔ so no, wode w’aso tee, na ɛmaa w’ani gyei anaa wo werɛ howee. Yɛ nhwehwɛmu wɔ nhoma ahorow a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ mu. w21.04 5 ¶11-13

Benada, May 2

Yɛka Kristo a wɔbɔɔ no asɛndua mu kum no no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ hintidua ma Yudafo.—1 Kor. 1:23.

Bere tenteenten ansa na Yesu reba asaase so no, Yehowa ma wɔkyerɛw wɔ n’Asɛm mu sɛ, wobeyi Mesia no ama de agye nnwetɛbona 30. (Sak. 11:12, 13) Obi a ɔbɛn Yesu paa na na obeyi no ama. (Dw. 41:9) Odiyifo Sakaria nso kyerɛwee sɛ: “Bɔ oguanhwɛfo no, na nguan no mmɔ nhwete.” (Sak. 13:7) Sɛ obi wɔ koma pa a, na ɔremma nsɛm a esisii no nto no hintidua, mmom ɛbɛhyɛ ne gyidi den, efisɛ obehu sɛ saa nkɔmhyɛ no abam wɔ Yesu so. Ɛnnɛ nso, saa na nkurɔfo te anaa? Yiw. Yɛn bere yi so nso, anuanom a wodi nneɛma anim no mu kakra afi nokware no mu abɛyɛ awaefo, na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa afoforo ama wɔafi nokware no mu. Wɔfa Intanɛt, TV ne radio so kyinkyim nokwasɛm a ɛfa Yehowa Adansefo ho no, wotwa atoro to yɛn so, na wɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne. Nanso wɔn a wɔwɔ koma pa no de, wei nto wɔn hintidua, efisɛ wonim sɛ Bible ka too hɔ sɛ nsɛm a ɛtete saa besisi.—Mat. 24:24; 2 Pet. 2:18-22. w21.05 11 ¶12; 12 ¶18-19

Wukuda, May 3

Atreneefo kwan te sɛ anɔpa hann a ɛhyerɛn nkakrankakra kosi awia ketee.—Mmeb. 4:18.

Kyerɛwnsɛm no ka no pefee sɛ, ɛnyɛ da koro pɛ na Onyankopɔn nkurɔfo bɛte nokware no nyinaa ase. (Kol. 1:9, 10) Yehowa yi nokware no adi nkakrankakra, na ɛsɛ sɛ yenya abotare twɛn kosi sɛ nokware hann no bɛhyerɛn yiye. Sɛ Akwankyerɛ Kuw no hu sɛ ntease a yɛwɔ wɔ asɛm bi mu anaa ɔkwan a yɛfa so yɛ biribi no, ehia sɛ wɔyɛ mu nsakrae a, wɔntwentwɛn so koraa. Ɛnnɛ, nsɔrensɔre bebree yɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛsɔ wɔn asɔremma no ani anaa wiase no begye wɔn atom. Nanso nsakrae a Yehowa ahyehyɛde no yɛ no de, ɛboa yɛn ma yɛbɛn Onyankopɔn, na yɛsom no sɛnea Yesu yɛe no. (Yak. 4:4) Sɛ yɛreyɛ nsakrae a, ɛnyɛ nea ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ anaa nea nnipa dodow no ara pɛ sɛ yɛyɛ na epiapia yɛn. Mmom ɛyɛ Kyerɛwnsɛm no mu ntease a edi mu a yɛanya nti na yɛyɛ saa. Anokwa, nokware no da yɛn koma so!—1 Tes. 2:3, 4. w21.10 22 ¶12

Yawda, May 4

Montow mo dadwen nyinaa ngu no so, efisɛ odwen mo ho.—1 Pet. 5:7.

Wote nka sɛ woayɛ ankonam a, dɛn na wubetumi ayɛ? Fa w’adwene si nea Yehowa reyɛ ma wo no so. (Dw. 55:22) Wei bɛma woahu sɛ ɛnkaa wo nko ara. Afei, susuw sɛnea Yehowa reboa anuanom a wɔayɛ ankonam no ho. (1 Pet. 5:9, 10) Hiroshi yɛ yɛn nuabarima a ɔde mfe pii asom Yehowa. Yɛrekasa yi, ɔno nko ara na ɔyɛ Ɔdansefo wɔ n’abusua mu. Ɔka sɛ: “Sɛ mihu sɛ obiara reyɛ nea obetumi biara asom Yehowa a, yɛn a yɛn ho nipa biara nni nokware no mu no, ɛhyɛ yɛn nkuran.” Bio nso, bɔ mpae daa, kenkan Bible, na kɔ adesua nso. Sɛ worebɔ mpae a, ka wo komam asɛm kyerɛ Yehowa. Ɛho hia sɛ wokenkan Onyankopɔn Asɛm daa. Afei emu nsɛm a ɛma wuhu sɛ Yehowa dɔ wo no, dwinnwen ho. Kristofo binom nso, kyerɛwnsɛm a ɛka wɔn koma te sɛ Dwom 27:10 ne Yesaia 41:10 no, ɛyɛ a wɔkyere gu wɔn tirim. Ebinom nso, adesua nsɛm anaa Bible a yɛbɔ tie no, sɛ wɔde siesie wɔn ho ma adesua anaa wɔde yɛ wɔn Bible akenkan a, ɛmma wɔnte nka sɛ wɔayɛ ankonam. w21.06 9-10 ¶5-8

Fida, May 5

Worensuro ade a ɛyɛ hu a ɛbɛba mpofirim biara.—Mmeb. 3:25.

Obi a wopɛ n’asɛm awu ama woredi awerɛhow anaa? Ɛnde wɔn a wowuwui a Bible ka sɛ wonyan wɔn no, tɔ wo bo ase kenkan wɔn ho asɛm na dwinnwen ho. Woyɛ saa a, ɛbɛma owusɔre no mu gyidi a wowɔ no mu ayɛ den. Wo busuani bi a wɔatu no nti, woredi awerɛhow anaa? Sɛ saa a, yere wo ho sua Bible no, na ɛbɛma woahu sɛ ɔkwan a Yehowa fa so teɛ yɛn so no, ɛno na eye paa. Ɔhaw biara a worehyia no, fa no sɛ ɛyɛ akwannya a wode bɛhyɛ wo gyidi den. Ka nea ɛrehaw wo nyinaa kyerɛ Yehowa. Ntew wo ho mfi anuanom ho, mmom ka bɛn wɔn. (Mmeb. 18:1) Yɛ nneɛma a ɛbɛboa wo ma woatumi agyina wo haw no ano; sɛ ɛbɛma woatew nisu mpo a, mia w’ani yɛ. (Dw. 126:5, 6) Nnyae adesuakɔ, asɛnkakɔ ne Bible akenkan. Afei nso, nneɛma pa a Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wo daakye no, kɔ so dwinnwen ho. Sɛ wuhu sɛnea Yehowa reboa wo no a, ɛbɛma ne mu gyidi a wowɔ no mu ayɛ den. w21.11 23 ¶11; 24 ¶17

Memeneda, May 6

Saa ara nso na m’Agya a ɔwɔ soro no ani nnye ho sɛ nkumaa yi mu baako mpo bɛyera.—Mat. 18:14.

Ɔkwan bɛn so na Yesu asuafo te sɛ mmofra “nkumaa”? Wohwɛ a, henanom na wiase no bu wɔn sɛ wɔn ho hia? Asikafo, wɔn a wɔagye din ne wɔn a wɔwɔ tumi. Nanso wiase no bu Yesu asuafo no sɛ mmofra “nkumaa” a wɔn so nni mfaso. (1 Kor. 1:26-29) Nanso ɛnyɛ saa na Yehowa hu wɔn. Dɛn na ɛmaa Yesu kaa “nkumaa yi” ho asɛm? Ná n’asuafo no abisa no sɛ: “Hena paa na ɔyɛ kɛse wɔ ɔsoro Ahenni no mu?” (Mat. 18:1) Saa bere no, na Yudafo no bebree wɔ hɔ a dibea a obi wɔ ho hia wɔn paa. Nhomanimfo bi ka sɛ: “Nea na nkurɔfo kum wɔn ho hwehwɛ ara ne nidi, edin, anuonyam, dibea ne obu.” Esiane sɛ na akansi agye ntini wɔ Yudafo amammerɛ mu nti, na Yesu nim sɛ ɛsɛ sɛ n’asuafo no yere wɔn ho paa na wɔatumi atu saa suban no ase. w21.06 20 ¶2; 21 ¶6, 8, 9

Kwasida, May 7

Ngo ne aduhuam ma koma di ahurusi, saa ara na adamfo a otu fo a ɔmfa biribiara nsie no ma adamfofa yɛ dɛ.—Mmeb. 27:9.

Ná ɔsomafo Paul yɛ asafo mu panyin a ɔyɛ nhwɛso pa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a anuanom a na ɛwɔ Tesalonika hia afotu no, wantwentwɛn ne nan ase sɛ obetu wɔn fo. Nanso ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa wɔn no mu no, wɔn gyidi, wɔn dɔ, ne animia a na wɔde resom Onyankopɔn no, odii kan kamfoo wɔn wɔ ho. Afei nso, ɔma wohui sɛ, onim tebea a wɔrefa mu no; onim sɛ asetena no mu yɛ den ma wɔn, na nkurɔfo nso retan wɔn ani. Nanso ne nyinaa mu no, wɔde animia regyina mu. (1 Tes. 1:3; 2 Tes. 1:4) Ɔka kyerɛɛ wɔn mpo sɛ, wɔayɛ nhwɛso ama wɔn mfɛfo Kristofo. (1 Tes. 1:8, 9) Bere a wɔn nsa kaa Paul krataa no, na wohuu sɛnea Paul yii ne yam kamfoo wɔn no, hwɛ sɛnea wɔn ani begye afa! Ɛda adi pefee sɛ, na Paul dɔ anuanom no paa. Ɛno nti, afotu a ɔde kɔmaa Tesalonikafo no a ɛwɔ ne nkrataa mmienu no mu no, ɛkɔɔ yiye paa.—1 Tes. 4:1, 3-5, 11; 2 Tes. 3:11, 12. w22.02 15 ¶6

Dwoda, May 8

Ɔbɛpopa wɔn aniwa mu nisu nyinaa, na owu nni hɔ bio.—Adi. 21:4.

Satan nam atoro som akannifo so ka sɛ Yehowa tirim yɛ den, na ɔno na wama nnipa rehu amane. Sɛ mmofra wu a, ebinom mpo ka sɛ Onyankopɔn hia abɔfo bebree wɔ soro nti na wabɛfa wɔn kɔ. Hwɛ abususɛm! Yenim sɛ Onyankopɔn nte saa koraa. Enti sɛ yare bi a emu yɛ den bɔ yɛn anaa yɛn dɔfo bi wu a, yɛmfa nhyɛ Onyankopɔn. Mmom yegye di sɛ daakye ɔbɛsa ayarefo yare, na wanyan awufo. Wɔn a wɔwɔ koma pa no, yebetumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ wɔn sɛ, Yehowa Nyankopɔn dɔ yɛn paa na ne tirim nyɛ den. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma wanya asɛm abua nea otwa no adapaa no. (Mmeb. 27:11) Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu. Sɛ ɔtaa, yare anaa yɛn sintɔ nti yɛrehu amane a, ɔmpɛ koraa. (Dw. 22:23, 24) Sɛ yɛrefa yaw mu a, Yehowa fa no sɛ ɛyɛ ɔno na ɔrefa mu. Ɔpɛ sɛ oyi fi hɔ, na obeyi afi hɔ nso.—Fa toto Exodus 3:7, 8; Yesaia 63:9 ho. w21.07 9-10 ¶9-10.

Benada, May 9

Wode anuonyam ne nidi bɔɔ no abotiri.—Dw. 8:5.

Ɛrenkyɛ nnipa a wɔyɛ aso tie Onyankopɔn no benya hokwan a ɛso bi nni. Wobenya hokwan adɔ Yehowa na wɔasom no afebɔɔ! Bere a Adam ne Hawa fii Onyankopɔn abusua no mu no, ɔhaw a ɛkɔfa bae no, Yesu besiesie ne nyinaa. Yehowa benyan nnipa ɔpepem pii aba asaase a adan paradise no so. Ɔbɛma wɔanya hokwan atena ase daa a wɔwɔ apɔwmuden. (Luka 23:42, 43) Yehowa abusua a ɛwɔ asaase so no, nkakrankakra sɛ bɔne ne sintɔ nyinaa fi wɔn ho a, wɔn mu biara benya “anuonyam ne nidi” a Dawid kaa ho asɛm no bi. Sɛ woka “nnipakuw kɛse” no ho a, wowɔ anidaso bi a ɛso bi nni. (Adi. 7:9) Onyankopɔn dɔ wo, na ɔpɛ sɛ wobɛka n’abusua no ho. Enti yɛ nea wubetumi nyinaa ma onnye wo ntom. Dwinnwen Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no ho da biara. Hokwan a woanya de resom yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no, ma w’ani nsɔ. Afei nso, hokwan a wubenya de ayi no ayɛ daa no, ma ɛnsom bo mma wo! w21.08 7 ¶18-19

Wukuda, May 10

Yɛampa abaw a, . . . yebenya so akatua.—Gal. 6:9.

Odiyifo Yeremia de bɛboro mfe 40 kaa asɛm no. Ebinom antie no, na ebinom nso sɔre tiaa no. Asɔretiafo ‘yeyaw no na wɔserew no.’ Wei maa n’abam bui ara ma anka ɔreyɛ agyae adwuma a Yehowa de maa no no. (Yer. 20:8, 9) Nanso Yeremia ampa abaw! Dɛn na ɛboaa no ma ɔkɔɔ so nyaa anigye wɔ ne som adwuma no mu? Ɔde n’adwene sii nsɛntitiriw mmienu bi so. Nea edi kan no, Onyankopɔn asɛm a Yeremia kɔka kyerɛɛ nkurɔfo no, na ɛbɛma wɔanya “daakye ne anidaso.” (Yer. 29:11) Nea ɛto so mmienu, na Yehowa na apaw Yeremia sɛ ɔnyɛ ne kasamafo. (Yer. 15:16) Yɛn nso, yɛreka asɛmpa a ɛma nkurɔfo nya anidaso, na Yehowa apaw yɛn sɛ n’Adansefo. Sɛ yɛde yɛn adwene si nsɛntitiriw yi so, na sɛ nkurɔfo antie asɛmpa no mpo a, yebetumi anya anigye. Enti sɛ wo Bible suani bi nnya nkɔso ntɛmntɛm sɛnea wopɛ a, mma w’abam mmu anaa mpa abaw. Obi a yɛbɛboa no ma wɔabɛsom Yehowa no gye abotare.—Yak. 5:7, 8. w21.10 27 ¶12-13

Yawda, May 11

Momma yenyi adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na akyekyere yɛn no ngu.—Heb. 12:1.

Ɛmfa ho bere tenten a yɛde asom Yehowa no, gyidi a yɛwɔ wɔ ne mu no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hyɛ mu den. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛn gyidi betumi ayɛ mmerɛw. Kae sɛ, gyidi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nneɛma a yɛn ani nhu no wɔ hɔ ankasa. Ɛnyɛ den koraa sɛ nneɛma a yɛn ani ntumi nhu no, yɛn werɛ befi sɛ ɛwɔ hɔ. Ɛno nti na Paul kaa sɛ, sɛ yenni gyidi a, ɛyɛ “bɔne a ɛnkyɛ na akyekyere yɛn” no. Ɛnde, dɛn na yɛbɛyɛ na yɛn gyidi anyɛ mmerɛw? (2 Tes. 1:3) Nea edi kan, kɔ so srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo ne honhom kronkron. Adɛn ntia? Efisɛ su ahorow a ɛka bom yɛ honhom no aba no, gyidi ka ho. (Gal. 5:22, 23) Gyidi a yɛwɔ wɔ Ɔbɔadeɛ no mu no, sɛ wamfa ne honhom kronkron ammoa yɛn a, yɛrentumi nkɔ so nhyɛ mu den. Sɛ yɛkɔ so srɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn ne honhom kronkron a, ɔde bɛma yɛn. (Luka 11:13) Yebetumi abɔ mpae nso sɛ: “Ma yɛn gyidi nyɛ kɛse.” (Luka 17:5) Afei nso, sua Onyankopɔn Asɛm no daa.—Dw. 1:2, 3. w21.08 18-19 ¶16-18

Fida, May 12

Eti so dwen . . . , ɛyɛ ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ.—Mmeb. 16:31.

Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no betumi aboa Yehowa ahyehyɛde no wɔ akwan pii so. Ɛwom sɛ ebia wɔn ahoɔden so atew de, nanso esiane sɛ wɔde mfe pii asom Yehowa nti, wɔanya osuahu pii. Sɛ yɛhwɛ wɔn a ɛtenaa ase tete ne wɔn a ɛwɔ yɛn bere yi so a, ɛma yehu sɛ, sɛ obi mfe akɔ anim mpo a, Yehowa betumi ama no adwuma foforo ayɛ. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔde nokwaredi som Yehowa no, wɔn mu pii ho asɛm wɔ Bible mu. Yɛhwɛ Mose sɛɛ a, bere a ɔbɛyɛɛ Yehowa diyifo ne Israel man no kannifo no, na wadi bɛyɛ mfe 80. Odiyifo Daniel nso, ɛbɛyɛ sɛ odi boroo mfe 90 no, na ɔda so ara yɛ Yehowa kasamafo. Saa ara na ɔsomafo Yohane nso, bere a Onyankopɔn honhom kaa no ma ɔkyerɛw Adiyisɛm nhoma no, ɛbɛyɛ sɛ na wadi boro mfe 90. Ná Simeon yɛ “onipa trenee a nyamesuro wɔ ne mu.” Ɛwom sɛ ne ho asɛm kakraa bi na ɛwɔ Bible mu, nanso na Yehowa nim onipa ko a ɔyɛ, na ɔma onyaa hokwan huu Yesu, na ɔhyɛɛ Yesu ne ne maame ho nkɔm mpo.—Luka 2:22, 25-35. w21.09 3-4 ¶5-7

Memeneda, May 13

O Yehowa, me koma mmaa ne ho so, . . . menhwehwɛɛ nneɛma akɛse.—Dw. 131:1.

Ɛsɛ sɛ awofo hwɛ yiye na wɔamfa wɔn ba biara antoto ne nua ho. Afei nso, ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn ba yɛ biribi a ɛboro n’ahoɔden so. Sɛ awofo yɛ saa a, ebetumi ahyɛ mmofra no abufuw na ama wɔn abam abu. (Efe. 6:4) Onuawa bi a ne din de Sachiko ka sɛ: “Sɛ yɛyɛ sɔhwɛ a, na me maame pɛ sɛ mitwa ne nyinaa. Ɛno nso de, na ɛboro me so. Ɛwom sɛ miwiee sukuu mfe pii atwam de, nanso ɛtɔ da a, ɛyɛ me sɛ nea mifi me koma nyinaa mu reyɛ no, Yehowa ani nsɔ.” Ɔhene Dawid kaa sɛ ‘wanhwehwɛ nneɛma akɛse’ anaa wanyɛ nneɛma a ɛboro n’ahoɔden so. Esiane sɛ na ɔbrɛ ne ho ase na onim sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ nti, ɛmaa ‘ne ho dwoo no na ne koma tɔɔ ne yam.’ (Dw. 131:2) Dɛn na awofo betumi asua afi Dawid asɛm no mu? Ɛsɛ sɛ awofo brɛ wɔn ho ase na wogye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na wobetumi ayɛ. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ wɔremma wɔn mma nyɛ biribi a ɛboro wɔn ahoɔden so. Awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔahu nneɛma a wotumi yɛ no yiye ne nea wɔmmɔ mu mmɔden. Ɛba saa a, ɛremma mmofra no mmu wɔn ho abomfiaa, na mmom ɛbɛboa wɔn ma wɔde botae a wobetumi adu ho asisi wɔn ani so. w21.07 21-22 ¶5-6

Kwasida, May 14

Obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.—Gal. 6:5.

Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa de yɛn mu biara pɛ ama no. Wei kyerɛ sɛ, yɛpɛ a yebetie no, yɛmpɛ nso a ɔnhyɛ yɛn. Mmerante ne mmabaa bi wɔ hɔ a, wɔannya mmoa papa biara nanso wɔasi gyinae sɛ wɔde nokwaredi bɛsom Yehowa. Ebinom nso wɔ hɔ a, wɔn awofo yɛɛ nea wobetumi nyinaa de Bible nnyinasosɛm tetee wɔn, nanso wonyinii no, wofii nokware no mu. Nea yɛreka akosi ara ne sɛ, yɛn mu biara na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔbɛsom Yehowa anaasɛ ɔrensom no. (Yos. 24:15) Enti awofo a moredi awerɛhow, mummmu mo ho fɔ sɛ mo na moama mo ba no agyae Yehowa som! Ɛtɔ da a, ɔwofo bi tumi gyae Yehowa som, na otumi guan gyaw n’abusua mpo. (Dw. 27:10) Esiane sɛ mmofra taa hwɛ wɔn awofo suasua wɔn nti, ɛba saa a, etumi bubu mmofra no paa. Yɛn nuanom mmofra, sɛ wɔatu wo papa anaa wo maame afi asafo no mu a, hu sɛ yɛte nka ma wo paa! Yɛsrɛ wo, nya awerɛhyem sɛ ɛyaw biara a worefa mu no, Yehowa nso nim. Ɔdɔ wo na sɛnea woda so ara bata ne ho no, ɛyɛ ne fɛ paa. Afei nso, kae sɛ ɛnyɛ wo na womaa w’awofo gyaee Yehowa som. w21.09 27 ¶5-7

Dwoda, May 15

Nea Yehowa dɔ no na ɔteɛ no so.—Heb 12:6.

Sɛ wotu Kristoni bi a, yebetumi de no atoto oguan a ɔyare a ne yare no betumi asan nguankuw no ho. Ɔyare wɔ honhom mu, kyerɛ sɛ ɔne Yehowa ntam asɛe. (Yak. 5:14) Sɛnea yare bi tumi san no, saa ara na obi nso yare wɔ honhom mu a, otumi de san nkurɔfo. Enti ɛtɔ da a ɛho hia sɛ woyi nea ɔyare wɔ honhom mu no fi asafo no mu. Saa nteɛso yi kyerɛ sɛ Yehowa dɔ Kristofo a wɔaka a wɔde nokwaredi resom no no, na ebia ɛbɛka ɔbɔnefo no ma wasakra n’adwene. Nea wɔatu no no betumi aba adesua na wanya Bible nkyerɛkyerɛ a ebetumi asan ahyɛ ne gyidi den. Afei nso, obetumi agye nhoma akɔkenkan na wahwɛ JW Broadcasting®. Sɛ mpanyimfo no hu sɛ ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsesa ne suban a, ɛwom ara a, wobetumi de afotu ne akwankyerɛ a ɛbɛboa no ama no. Wei bɛma wasiesie ɔne Yehowa ntam sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asan agye no aba asafo no mu. w21.10 10 ¶9, 11

Benada, May 16

Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro Ahenni no mu.—Mat. 7:21.

Ɛnnɛ, nneɛma a yɛyɛ wɔ yɛn som mu no te sɛ tete Kristofo de no ara. Ɛho nhwɛso ne nhyehyɛe a ɛwɔ asafo no mu no. Yɛwɔ amansin so ahwɛfo, asafo mu mpanyimfo ne asomfo. Saa pɛpɛɛpɛ na na ɛte wɔ asomafo no bere so. (Filip. 1:1; Tito 1:5) Onyankopɔn mmara a ɛfa nna ne aware ho no, yedi so. Yebu mogya sɛ ɛyɛ kronkron, na abɔnefo a wonnu wɔn ho no, yetu wɔn fi asafo no mu de bɔ asafo no ho ban. Saa pɛpɛɛpɛ na tete Kristofo no nso yɛe. (Aso. 15:28, 29; 1 Kor. 5:11-13; 6:9, 10; Heb. 13:4) Bible si no pi sɛ “gyidi baako” pɛ na Onyankopɔn pene so. (Efe. 4:4-6) Ɛyɛ hokwan paa sɛ Yehowa aboa yɛn ama yɛabɛka ne nkurɔfo ho, na wɔama yɛahu ne ho nokwasɛm ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ! Momma yɛnkɔ so nya ahotoso paa sɛ yɛahu nokware no. w21.10 22-23 ¶15-17

Wukuda, May 17

Munkogyinagyina hɔ, monyɛ komm na monhwɛ sɛnea Yehowa begye mo nkwa.—2 Be. 20:17.

Ɔhene Yehosafat hyiaa ɔhaw kɛse bi. Asraafodɔm kɛse bi a wofi Ammon, Moab ne Seir mmepɔw so baa Yehosafat ne n’abusua, ne ne manfo so. (2 Be. 20:1, 2) Dɛn na Yehosafat yɛe? Ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa no na ɔmma no ahoɔden. Yehosafat mpae a ɛwɔ 2 Beresosɛm 20:5-12 no ma yehu sɛ na ɔbrɛ ne ho ase. Afei nso, ɛma yehu sɛ na ɔwɔ ne soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no mu ahotoso paa. Yehowa faa Lewini bi a ne din de Yahasiel so kasa kyerɛɛ Yehosafat sɛnea yehu wɔ ɛnnɛ daa asɛm no mu no. Yehosafat de ne werɛ nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn mu, enti ɔyɛɛ nea Yehowa kae no. Bere a ɔne ne manfo no rekohyia atamfo no, wamfa asraafo a wonim akodi yiye no anni anim. Mmom ɔde nnwontofo a wonni akode biara no na edii anim. Yehowa amma Yehosafat nsa ansi fam; Yehowa dii atamfo no so nkonim.— 2 Be. 20:18-23. w21.11 15-16 ¶6-7

Yawda, May 18

Yehowa dɔ a enni huammɔ nti na yɛn ase nhyewee, efisɛ ne mmɔborɔhunu to rentwa da.—Kwa. 3:22.

Sɛ yɛrehyia sɔhwɛ a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa de mmoa biara a yehia bɛma yɛn na yɛne ne ntam ansɛe. (2 Kor. 4:7-9) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛnea ɛte biara, Yehowa dɔ a enni huammɔ no remfi yɛn so, efisɛ odwontofo no ma yɛn awerɛhyem sɛ, “Yehowa hwɛ wɔn a wosuro no no so; wɔn a wɔtwɛn ne dɔ a enni huammɔ no.” (Dw. 33:18-22) Ansa na yɛrebɛsom Yehowa no, ɔdɔ a Onyankopɔn da no adi kyerɛ adasamma nyinaa no, ɔdaa bi adi kyerɛɛ yɛn. Nanso seesei a yɛyɛ n’asomfo no, oyi ne dɔ a enni huammɔ nso adi kyerɛ yɛn. Ne dɔ a enni huammɔ no nti, ɔde ne basa bɔ yɛn ho ban. Ɔbɛkɔ so abata yɛn ho denneennen, na wayɛ nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn biara. Ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye! (Dw. 46:1, 2, 7) Enti sɔhwɛ biara a yebehyia no, Yehowa de mmoa biara a yehia bɛma yɛn, na yɛne ne ntam ansɛe. w21.11 7 ¶17-18

Fida, May 19

‘Monkɔ so nnya mo ho abotare na obiara mfa ne yɔnko bɔne nkyɛ no korakora.’—Kol. 3:13.

Yɛn mu dodow no ara nim nkurɔfo a wotumi de obi ho asɛm hyɛ wɔn mu. Ebia wobɛhwɛ na ɔde ne yɔnko dwumayɛni, ne yɔnko sukuuni, anaa ne busuani bi ho asɛm ahyɛ ne mu mfe pii mpo! Kae sɛ Yosef nuanom du no nyaa ne ho menasepɔw, na ewiee ase no, wɔne no dii no nwenweenwene. (Gen. 37:2-8, 25-28) Nanso Yosef de, ɔne wɔn dii no yiye. Bere a onyaa tumi a anka obetumi ayɛ wɔn bi atua ka no, wanyɛ, mmom ohuu wɔn mmɔbɔ. Yosef annya ne nuanom no ho menasepɔw. Mmom, nea ɔyɛe no, ɛne asɛm a ɛwɔ Leviticus 19:18 no hyia. (Gen. 50:19-21) Yosef de ne nuanom no bɔne kyɛɛ wɔn; wannya wɔn ho menasepɔw anyɛ wɔn bi antua ka. Nea ɔyɛe no yɛ sɛnnahɔ ma Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no. Yesu kaa sɛ yɛmfa wɔn a wɔayɛ yɛn bɔne no mfomso nkyɛ wɔn. (Mat. 6:9, 12) Ɔsomafo Paul nso tuu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ: “Adɔfo, munntua bɔne so ka.”—Rom. 12:19. w21.12 11 ¶13-14

Memeneda, May 20

Ɔma wɔn a wosuro no nya nea wohia nyinaa; otie wɔn sufrɛ, na ogye wɔn.—Dw. 145:19.

Nisan 14, afe 33 Y.B. mu anadwo no, Yesu kɔɔ Getsemane turom. Ɔkɔɔ hɔ no, ɔkaa ne komam asɛm kyerɛɛ Yehowa. (Luka 22:39-44) Ɛyɛ saa bere a na nneɛma mu ayɛ den ama Yesu no na “ɔnam nteɛm a emu yɛ den ne nisu so de nkotosrɛ” kɔɔ n’Agya anim no. (Heb. 5:7) Dɛn na Yesu bɔɔ ho mpae anadwo a ade rebɛkye ama wawu no? Ɔbɔɔ mpae sɛ, Yehowa nhyɛ no den mma onni no nokware nkosi ase, na ɔnyɛ n’apɛde. Yehowa tiee ne Ba no mpaebɔ no, efisɛ ohui sɛ ɔrehu amane, enti ɔsomaa ɔbɔfo ma ɔkɔhyɛɛ no den. Ná Yesu nim sɛ ɛho hia paa sɛ odi nokware kosi awiei, sɛnea ɛbɛyɛ a n’Agya din ho bɛtew. Adesrɛ a Yesu fi ne komam de too Yehowa anim no, otiei. Adɛn nti na otiee no? Efisɛ ade a na ehia Yesu paa ne sɛ obedi n’Agya nokware akosi ase, na watew ne din ho. Yɛn nso, sɛ ɛno ne ade a ehia yɛn a, ɛnde yɛbɔ mpae sɛ Yehowa mmoa yɛn a, obetie.—Dw. 145:18. w22.01 17-18 ¶15-17

Kwasida, May 21

Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu . . . , monkyerɛkyerɛ wɔn.—Mat. 28:19, 20.

Esiane sɛ yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu nti, ɛnnɛ nnipa bebree ntie asɛmpa a yɛka no. Wɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛtow aba. Nanso Yehowa ani so no, yenim sɛ, sɛ yeyi onipa bi sɛ onni yɛn so a, ɛkyerɛ sɛ yɛapo Yehowa. (1 Sam. 8:4-7) Ebinom nso adwene yɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ yesisi sukuu ne ayaresabea na yɛyɛ ɔmanfo adɔe. Esiane sɛ yɛmfa yɛn adwene nsi ɔhaw a nnipa rehyia nnɛ so na yɛde yɛn adwene si asɛnka adwuma no so nti, nkurɔfo ntie asɛmpa a yɛka no. Yɛbɛyɛ dɛn na biribiara anto yɛn hintidua? (Mat. 7:21-23) Ade a ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn paa ne sɛ yɛbɛyɛ adwuma a Yesu ahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no. Ɛnsɛ sɛ yɛma amanyɔsɛm ne ɔhaw a nnipa rehyia no yi yɛn adwene fi asɛnka adwuma no so. Yɛdɔ yɛn yɔnko nnipa na ɔhaw a wɔrehyia no haw yɛn, nanso yenim sɛ ɔkwan papa a yebetumi afa so aboa wɔn ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn Ahenni no ho ade, na yɛaboa wɔn ama wɔne Yehowa afa adamfo. w21.05 7 ¶19-20

Dwoda, May 22

Awiei mmere no mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.—2 Tim. 3:1.

Ɛwom sɛ atumfo a ɛwɔ saa aman yi mu bebree ka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔmpɛ sɛ wogyae adedi no. Sɛnea atumfo a ɛwɔ Yesu bere so yɛe no, ɛnnɛ nso, atumfo a ɛwɔ hɔ no tan Yesu akyidifo anokwafo ani de kyerɛ sɛ wɔmpɛ Nea Yehowa Asra No no. (Aso. 4:25-28) Dɛn na Yehowa yɛ wɔ ho? Dwom 2:10-12 ka sɛ: “Afei ahemfo, munhu nyansa; asaase so atemmufo, momma wɔnteɛteɛ mo. Momfa osuro nsom Yehowa, na momfa ahopopo nni ahurusi wɔ ne mu. Monhyɛ ɔba no anuonyam na Onyankopɔn bo amfuw, na moansɛe wɔ ɔkwan no mu, efisɛ n’abufuw tumi dɛw ntɛm. Anigye ne wɔn a wɔde no yɛ wɔn guankɔbea nyinaa.” Yehowa ayamye nti, wama wɔn bere sɛ wɔnkyerɛ nea wɔbɛyɛ. Wobetumi asesa wɔn adwene, na wɔama Yehowa Ahenni no adi wɔn so. Nanso, bere a aka no sua. (Yes. 61:2) Ɛnnɛ paa ne bere a ɛsɛ sɛ nnipa hwehwɛ nokware no na wosi gyinae pa. w21.09 15-16 ¶8-9

Benada, May 23

Sɛ yɛwɔ nea yebedi ne nea yɛbɛhyɛ a, yɛbɛma ɛno ara asɔ yɛn ani.—1 Tim. 6:8.

Nea na ɔreka ne sɛ, nea yɛwɔ biara, ɛsɛ sɛ yɛma ɛno ara sɔ yɛn ani. (Filip. 4:12) Yɛn agyapade a ɛsom bo paa nyɛ honam fam nneɛma a yɛwɔ, na mmom yɛne Onyankopɔn ayɔnkofa. (Hab. 3:17, 18) Bere a Israelfo no nantew sare no so mfe 40 akyi no, hwɛ nea Mose ka kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa sɛ: “Nea moayɛ nyinaa Yehowa mo Nyankopɔn ahyira so. . . Yehowa mo Nyankopɔn adi mo akyi mfe 40 yi nyinaa, na hwee nhiaa mo.” (Deut. 2:7) Saa mfe 40 no nyinaa, Yehowa maa Israelfo no mana dii. Ntaade a wɔrefi Egypt na ɛhyɛ wɔn no, antetew da. (Deut. 8:3, 4) Sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ a, ɛma Yehowa ani gye. Nneɛma nketenkete a ɔde ma yɛn mpo, ɔpɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ, na yebu no sɛ akyɛde a efi ne hɔ. w22.01 5 ¶10-11

Wukuda, May 24

Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho nto w’ankasa wo ntease so.—Mmeb. 3:5.

Okununom, mo na ɛyɛ mo asɛde sɛ mode nea mo abusua hia ma wɔn, enti moyɛ adwumaden de bɔ wɔn ho ban, na mohwɛ wɔn. Sɛ muhyia ɔhaw a, anhwɛ a mobɛte nka sɛ mo ara mubetumi adi ho dwuma. Nanso, hwɛ na woamfa wo ho anto wo nyansa so. Mmom, wo nko ara bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo. Ɛno akyi no, wo ne wo yere nso mfi mo koma nyinaa mu mmɔ mpae. Sua Bible, na yɛ nhwehwɛmu wɔ asafo nhoma ahorow mu fa hwehwɛ akwankyerɛ fi Yehowa hɔ. Akwankyerɛ biara a wubenya no, fa yɛ adwuma. Gyinae a wode Bible afotu besisi no, ebinom ne wo renyɛ adwene. Ebia wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, sɛ wopɛ sɛ esi w’abusua yiye a, ɛno ara ne sika ne agyapade. Nanso kae nea Ɔhene Yehosafat yɛe no. (2 Be. 20:1-30) Ɔde ne ho too Yehowa so, na ɔde ne nneyɛe nso sii so dua. Yehowa annan n’akyi ankyerɛ saa ɔbarima nokwafo no, enti wo nso, ɔrennan n’akyi nkyerɛ wo.—Dw. 37:28; Heb. 13:5. w21.11 15 ¶6; 16 ¶8

Yawda, May 25

Onyankopɔn . . . a ntɛnkyea biara nni n’akwan mu.—Deut. 32:4.

Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ne suban so, enti sɛ yehu sɛ wɔresisi obi anaa wɔrebu no atɛnkyea a, yɛmpɛ koraa. (Gen. 1:26) Nanso esiane sɛ yɛtɔ sin nti, sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yenim asɛm bi ani so yiye mpo a, yebetumi abu atɛnkyea. Ma yɛnhwɛ nhwɛso bi. Wo de, hwɛ sɛnea Yona bo fuw Yehowa bere a ohuu Niniwefo no mmɔbɔ no. (Yona 3:10–4:1) Nanso yɛnhwɛ nea efii mu bae. Niniwefo bɛboro 120,000 a wonuu wɔn ho no nyaa nkwa! Ewiee ase no, Yona mmom na odii mfomso, na ɛnyɛ Yehowa. Yehowa yɛ biribi a, ɔne nnipa nni nkyerɛmu biara. Ɛwom, tete no, ɛtɔ da na sɛ Yehowa yɛ biribi anaa ɔrebɛyɛ biribi a, na otumi ma n’asomfo kyerɛ wɔn adwene wɔ ho. (Gen. 18:25; Yona 4:2, 3) Ɛtɔ mmere bi nso a, nea enti a ɔyɛ biribi no, na ɔkyerɛ mu. (Yona 4:10, 11) Nanso sɛ Yehowa rebɛyɛ biribi a, enhia sɛ ɔbɛsrɛ kwan fi yɛn hɔ. Afei nso, sɛ ɔyɛ biribi wie a, ɔne yɛn nni nkyerɛmu biara.—Yes. 40:13, 14; 55:9. w22.02 3-4 ¶5-6

Fida, May 26

Momma nea ɔyɛ mo mu ɔkɛse no nyɛ sɛ akumaa koraa, na nea odi anim no nyɛ ɔsomfo.—Luka 22:26.

Sɛ ‘yebu afoforo sɛ wɔkyɛn’ yɛn a, ɛno kyerɛ sɛ yɛayɛ yɛn ho “akumaa koraa.” (Filip. 2:3) Sɛ yɛyere yɛn ho nya saa suban no a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛto afoforo hintidua. Yɛn nuanom Kristofo nyinaa kyɛn yɛn wɔ ɔkwan bi so. Sɛ yɛde yɛn adwene si suban pa a wɔwɔ so a, ɛrenyɛ den sɛ yebehu. Ɛsɛ sɛ yɛde afotu a ɔsomafo Paul de maa Korintofo no yɛ adwuma. Ɔkaa sɛ: “Hena na ɔma wokyɛn obi? Dɛn koraa na wowɔ a woannya? Na sɛ nya na wunyae a, adɛn nti na wudwa w’anom te sɛ nea woannya yi?” (1 Kor. 4:7) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ biribi a ɛbɛtwetwe nkurɔfo adwene aba yɛn so anaa yɛannya adwene sɛ yɛkyɛn afoforo. Sɛ onua bi tumi ma ɔkasa ma ɛkanyan atiefo anaa ɛnyɛ den mma onuawa bi sɛ obefi Bible adesua ase a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ de ɛho anuonyam nyinaa ma Yehowa. w21.06 21-22 ¶9-10

Memeneda, May 27

Gu w’aba . . . na nyi wo nsa mfi ho.—Ɔsɛnk. 11:6.

Adansefo pii wɔ hɔ a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobenya nkurɔfo aka asɛm no akyerɛ wɔn wɔ fie. Baabi a adawurubɔfo binom tete no, adan atenten a wɔagye ho ban de apon akɛse atoto ano bebree wɔ hɔ, enti ɛnyɛ obiara kɛkɛ na obetumi akɔ hɔ. Baabi wɔ hɔ mpo a, awɛmfo wɛn hɔ, enti sɛ obi mmaa wo kwan sɛ bra ne fie a, awɛmfo no rempene mma wunwura mu. Mmeae bi nso wɔ hɔ a, adawurubɔfo nto nkurɔfo wɔ fie anaa nsaasesin a wɔyɛ mu adwuma no, nnipa nnɔɔso wɔ hɔ. Ɛtɔ da a, onipa baako pɛ a wɔne no rekosua ade nti wotumi twa kwantenten, nanso wɔbɛkɔ no, na osuani no nni fie mpo! Sɛ yehyia ɔhaw a ɛte saa a, ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw. Bere a wode kɔ nkurɔfo nkyɛn no, sesa mu. Sɛ yɛkɔ asɛnka bere a yɛbɛto nkurɔfo wɔ fie a, yebenya nnipa pii aka asɛm no akyerɛ wɔn. Ade yi nkurɔfo kɔhyɛ mu a, ɛnyɛ dɛn ara a wɔbɛba fie! Nea anuanom bebree yɛ a ɛboa wɔn ne sɛ, wɔkɔ asɛnka awia anaa anwummere, efisɛ saa bere no na wɔto nkurɔfo pii wɔ fie. Saa bere no nso na nkurɔfo taa dwudwo wɔn ho, enti wokɔ wɔn nkyɛn a wonya bere ma wo. w21.05 15 ¶5, 7

Kwasida, May 28

Wɔsom me kwa, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛde.—Mar. 7:7.

Ɛnnɛ nso saa na nkurɔfo te anaa? Yiw. Afahyɛ a ennyina Bible so te sɛ awodadi anaa Buronya a nkurɔfo di no, ɛhaw nnipa bebree sɛ Yehowa Adansefo nni bi. Ɔman afahyɛ anaa ayi ho amanneɛ a Onyankopɔn Asɛm kasa tia a Yehowa Adansefo nyɛ bi no, ɛyɛ ebinom ahi. Wɔn a saa nneɛma yi haw wɔn no gye di paa sɛ wɔresom Onyankopɔn. Nanso nea wɔreyɛ no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani bere a wɔde Bible nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ ato nkyɛn na wodi wiase amammerɛ akyi no. (Mar. 7:8, 9) Yɛbɛyɛ dɛn na biribiara anto yɛn hintidua? Ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm hia yɛn paa. (Dw. 119:97, 113, 163-165) Sɛ yɛdɔ Yehowa a, amammerɛ biara a n’ani nnye ho no, yɛremfa yɛn ho nhyɛ mu. Yɛremma biribiara nsɛe ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no. w21.05 6 ¶15-16

Dwoda, May 29

Ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, mia w’ani gyina amanehunu mu, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma.—2 Tim. 4:5.

Yɛbɛyɛ dɛn de ɔsomafo Paul afotu no ayɛ adwuma? Ɛsɛ sɛ yesua ade daa, bɔ mpae daa, na yɛyere yɛn ho yɛ adwuma a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no na ama yɛn gyidi akɔ so ayɛ den. (2 Tim. 4:4) Sɛ yɛn gyidi yɛ den, na yɛte Yehowa Adansefo ho asɛmmɔne biara a, ɛrenhaw yɛn. (Yes. 28:16) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom, ne sɛnea yɛn ani gye n’Asɛm no ho no bɛboa yɛn na yɛamma wɔn a wɔafi nokware no mu no anto yɛn hintidua. Yesu bere so no, nnipa bebree antie no, na wɔannye no anni. Nanso afoforo pii nso gyee no dii. Anyɛ yiye koraa no, Yudafo Sanhedrin no muni baako ne “asɔfo no mu pii” nso gyee no dii. (Aso. 6:7; Mat. 27:57-60; Mar. 15:43) Ɛnnɛ nso, nnipa ɔpepem pii mmaa asɛm a yɛka no ntoo wɔn hintidua. Adɛn ntia? Efisɛ wonim nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, na wɔn ani gye ho. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoe pii; biribiara rentumi nto wɔn hintidua.”—Dw. 119:165. w21.05 13 ¶20-21

Benada, May 30

Mmerɛwyɛ mu na me tumi wie pɛyɛ.—2 Kor. 12:9.

Ɔsomafo Paul hui sɛ, nea otumi yɛe wɔ Yehowa som mu nyinaa, ɛnyɛ ɔno ara ahoɔden, mmom Onyankopɔn na ɔmaa no ahoɔden ma otumi yɛe. Yehowa nam ne honhom kronkron no so maa Paul ahoɔden. Enti bere mpo a nkurɔfo tan Paul ani, wɔde no too afiase, na ohyiaa ɔhaw afoforo no, otumi yɛɛ ne som adwuma no pɛpɛɛpɛ. Bere a Paul reyɛ ne som adwuma no, na Timoteo ka ne ho. Saa bere no, na Timoteo yɛ aberante, na na ɛsɛ sɛ ɔno nso de ne ho to Onyankopɔn so ma ɔma no ahoɔden a ɔde bɛyɛ ne som adwuma no. Akwantenten a Paul twa kɔyɛɛ n’asɛmpatrɛw adwuma no, ɔne Timoteo na ɛkɔe. Ɛno pa ho a, Paul somaa Timoteo ma ɔkɔsraa asafo ahorow hyɛɛ wɔn den. (1 Kor. 4:17) Ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo te nka sɛ adwuma no sõ sen no. Ebia ɛno nti na Paul tuu no fo sɛ: “Mma obiara mmmu aberante a woyɛ no animtiaa da” no. (1 Tim. 4:12) Saa bere no ara nso, na Timoteo wɔ honam mu nsɔe bi a ɛreteetee no. Ɛne sɛ, na ‘ɔtaa yare.’ (1 Tim. 5:23) Nanso na Timoteo nim sɛ Yehowa honhom kronkron bɛma no ahoɔden a ohia a ɔde bɛka asɛmpa no ne ahoɔden a ɔde bɛsom ne nuanom Kristofo.—2 Tim. 1:7. w21.05 21-22 ¶6-7

Wukuda, May 31

Hwɛ wo nguan yiye.—Mmeb. 27:23.

Wɔn a wotu afoforo fo no, nnyinasosɛm a ɛwɔ Yakobo 1:19 no fa wɔn ho paa. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm; mma ɔmmpere ne ho nnkasa anaa ɔmmpere ne ho mmfa abufuw.” Ebia ɔpanyin bi bedwen sɛ onim nea onua anaa onuawa no refa mu nyinaa. Nanso ɛyɛ ampa sɛ onim? Mmebusɛm 18:13 ka sɛ: “Sɛ obi bua asɛm ansa na wate emu nokware a, ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.” Enti, ne papa mu ne sɛ, obebisa onii no ankasa ama waka nea ɔrefa mu. Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ɔpanyin no di kan tie ansa na wakasa. Asafo mu panyin no betumi abisa sɛ, “Dɛn na ɛrekɔ so wɔ w’abrabɔ mu?” “Dɛn na metumi ayɛ de aboa wo?” Sɛ mpanyimfo tɔ wɔn bo ase hu nea wɔn nuanom refa mu yiye a, ɛbɛma wɔatumi aboa wɔn na wɔahyɛ wɔn nkuran paa. Sɛ afotu bɛkɔ yiye a, ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ yɛbɛkan kyerɛwnsɛm ahorow bi anaa yɛde nyansahyɛ baako anaa mmienu bi bɛma. Ɛsɛ sɛ anuanom hu sɛ yedwen wɔn ho, yɛte wɔn ase na yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn. w22.02 17 ¶14-15

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena