June
Yawda, June 1
Ɔbea kunafo hiani bi bae, na ɔde nkaprɛ mma abien a ɛnsom bo ahe biara beguu mu.—Mar. 12:42.
Ná asetenam yɛ den ma okunafo no, na nea obedi mpo, na ɛyɛ den. Nanso ɔkɔɔ adaka baako ho, na ɔde nkaprɛ mma mmienu guu mu bɔkɔɔ. Ɛbɛyɛ sɛ bere a ɔde sika no regu mu no, anyɛ dede. Ná Yesu nim sika a ɔde agu mu no; nkaprɛ mma mmienu. Sika a na ɛwɔ hɔ saa bere no, ɛno ne sika a na esua paa wɔ mu. Nnomaa a na nkurɔfo tɔ de yɛ aduan no, akasanoma na na ɛyɛ fow paa. Nanso na saa sika no ntumi ntɔ akasanoma baako mpo. Nea ɔbea kunafo no yɛe no kaa Yesu koma paa. Enti ɔfrɛɛ n’asuafo no, na ɔde ne nsa kyerɛɛ ɔbea no so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Nea saa okunafo hiani yi de agu mu no sen wɔn a wɔde bi abegu mu no nyinaa.’ Afei ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔn nyinaa [titiriw asikafo no] fi nea wɔanya ama aboro so mu na wɔde abegu mu, na ɔno de ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa, n’asetenade nyinaa, abegu mu.” (Mar. 12:43, 44) Bere a ɔbea kunafo a ɔsom Nyankopɔn yi de ne sika a aka nyinaa beguu adaka no mu saa da no, na ɔde ne ho rehyɛ Yehowa nsa sɛ ɔnhwɛ no.—Dw. 26:3. w21.04 6 ¶17-18
Fida, June 2
Hwɛ! mode mo nkyerɛkyerɛ ahyɛ Yerusalem ma.—Aso. 5:28.
Asɛnka adwuma a Yesu yɛe wɔ asaase so nyinaa no, wamma n’abam ammu da. Mmom ɔde anigye na ɛyɛe, na ɔpɛ sɛ n’akyidifo nso yɛ saa ara. (Yoh. 4:35, 36) Bere a Yesu ka n’asuafo no ho wɔ asaase so no, wɔde ahokeka yɛɛ asɛnka adwuma no. (Luka 10:1, 5-11, 17) Nanso bere a wɔkyeree Yesu kum no no, anigye a na asuafo no de ka asɛmpa no kɔɔ fam kakra. (Yoh. 16:32) Bere a Yesu nyanee no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa wɔn adwene nsi asɛnka adwuma no so. Ɔkɔɔ soro no, asuafo no de ahokeka kaa asɛm no ara ma wɔn atamfo kaa asɛm a ɛnnɛ daa asɛm no gyina so no. Yesu kyerɛɛ tete Kristofo no sɛnea wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no, na Yehowa hyiraa adwuma a wɔyɛe no so ma wɔyɛɛ bebree. Pentekoste afe 33 Y.B. sɛɛ, nnipa bɛyɛ 3,000 na wɔbɔɔ asu. (Aso. 2:41) Asuafo no kɔɔ so yɛɛ bebree. (Aso. 6:7) Yesu kaa sɛ awiei mmere no mu mpo de, asɛnka adwuma no bɛkɔ so akyɛn daa.—Yoh. 14:12; Aso. 1:8. w21.05 14 ¶1-2
Memeneda, June 3
Anigye ne obiara a mentoo no hintidua.—Mat. 11:6.
Wokae bere a wuhuu nokware no foforo no? Ná ɛyɛ wo sɛ obiara ani begye nkyerɛkyerɛ a woabegye adi no ho. Ná wugye di sɛ Bible mu asɛm no bɛma wɔn ani agye wɔ asetena mu nnɛ, na ama wɔanya anidaso sɛ daakye papa bi da wɔn anim. (Dw. 119:105) Enti wode anigye kaa nokware a woahu no ho asɛm kyerɛɛ wo nnamfo ne w’abusuafo nyinaa. Nanso dɛn na esii? Asɛm a woka kyerɛɛ wɔn no, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ wo nwonwa paa sɛ wɔn mu pii annye anni. Sɛ nkurɔfo antie asɛm a yɛka no a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn mu biara nwonwa. Yesu bere so no, ɔyɛɛ anwonwade bebree de kyerɛe sɛ Onyankopɔn taa n’akyi, nanso nnipa dodow no ara annye no anni. Wo de hwɛ o, Yesu nyan Lasaro. Ɛyɛ anwonwade bi a wɔn a wɔne Yesu ani nhyia mpo annye ho kyim. Nanso Yudafo mpanyimfo no annye anni sɛ Yesu ne Mesia no. Ná wɔpɛ sɛ wokum Yesu ne Lasaro nyinaa mpo!—Yoh. 11:47, 48, 53; 12:9-11. w21.05 2 ¶1-2
Kwasida, June 4
Mommma yennnyae sɛ yɛne yɛn ho behyiam, . . . Mmom momma yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran.—Heb. 10:25.
Bɔ mmɔden kɔ adesua daa. Woyɛ saa a, dwumadi no bɛhyɛ wo nkuran na wubehu anuanom nso yiye. Anuanom a ɛwɔ asafo no mu a wubetumi asua biribi afi wɔn hɔ no, fa wɔn nnamfo. Sɛ wo ne wɔn mmɔ tipɛn anaa ɛsono baabi a wofi mpo a, wubetumi afa wɔn nnamfo. Bible ma yehu sɛ “nkwakoraa mu na nyansa wɔ.” (Hiob 12:12) Wɔn a wɔn ani afi wɔ asafo no mu no betumi asua biribi afi mmofra mpo hɔ. Ná Yonatan anyin sen Dawid koraa, nanso wotumi faa adamfo denneennen. (1 Sam. 18:1) Dawid ne Yonatan hyiaa ɔhaw a emu yɛ den pii, nanso wɔn mu biara boaa ne yɔnko ma otumi som Yehowa. (1 Sam. 23:16-18) Irina a ɔno nko ara na ɔyɛ Ɔdansefo wɔ n’abusua mu no ka sɛ: “Yebetumi afa yɛn nuanom Kristofo sɛ yɛn awofo ne yɛn nuanom ankasa. Yehowa betumi afa wɔn so ama yɛn nsa aka nea yɛahwere biara.” Wo nnamfo pɛ sɛ wɔhyɛ wo nkuran na wɔboa wo, nanso gye sɛ wotɔn wo yare na woanya ano aduru. w21.06 10-11 ¶9-11
Dwoda, June 5
Saa ara na mo nso, sɛ moamfi mo komam amfa ankyɛ mo nuanom a, me soro Agya ne mo bedi.—Mat. 18:35.
Yesu maa mfatoho bi a ɛfa ɔhene bi ne n’akoa ho. Ná akoa no de ɔhene no ka kɛse bi, na na ɔtwe ne mu tann a ɔrentumi ntua da. Enti ɔhene no de kyɛɛ no. Akyiri yi, saa akoa yi nso kohyiaa ne yɔnko akoa bi a ɔde no ka ketewaa bi nanso ɔno de wamfa ankyɛ no. Nea akoa tirimɔdenfo yi yɛe nti, ɔhene no de no kɔtoo afiase. Nea akoa no yɛe no, ɛnyɛ ɔno nko ara na ɛhaw no; ɛhaw afoforo nso. Nea edi kan, wanhu ne yɔnko akoa no mmɔbɔ, mmom ɔma wɔde no “kɔtoo afiase kosi sɛ obetua ɛka a ɔde no.” Nea ɛto so mmienu, nkoa a wohuu nea ɛkɔɔ so no nso, asɛm no haw wɔn. Bere a ne “mfɛfo nkoa no huu nea asi no, wɔn werɛ howee paa.” (Mat. 18:30, 31) Saa ara na yɛn nneyɛe nso tumi haw afoforo. Sɛ obi fom yɛn na yɛamfa ankyɛ no a, dɛn na ebetumi asi? Nea edi kan, esiane sɛ yɛamfa ankyɛ no nti, yehu no a ebia yebeyi yɛn ani anaa yɛrenyɛ biribiara mfa nkyerɛ sɛ yɛdɔ no. Nea ɛto so mmienu, sɛ afoforo a ɛwɔ asafo no mu hu sɛ yɛne yɛn nua bi ntam nnwo a, ɛmma wɔn ho mmae wɔn. w21.06 22 ¶11-12
Benada, June 6
‘Ɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asaase no.’—Adi. 11:18.
Nea Satan pɛ ne sɛ, nnipa a Onyankopɔn bɔɔ wɔn wɔ ne suban so no, ɔbɛsɛe wɔn abrabɔ. Bere a Onyankopɔn hui sɛ nnipa de abɔnefosɛm ahyɛ asaase so ma wɔ Noa bere so no, “ɛyɛɛ Yehowa yaw sɛ ɔyɛɛ nnipa wɔ asaase so, na odii awerɛhow wɔ ne komam.” (Gen. 6:5, 6, 11) Efi saa bere no, nneɛma ayɛ yiye anaa? Daabida! Sɛnea aguamammɔ abu so ma mmea ne mmea da, na mmarima ne mmarima da no, ɛbɛyɛ sɛ ɛma Ɔbonsam ani gye paa! (Efe. 4:18, 19) Sɛ Satan tumi ma wɔn a wɔsom Yehowa nokware mu no bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛma n’ani gye boro so. Esiane sɛ Satan na ɔredi wiase yi so nti, onipa adi onipa so ma awie no bɔne, nanso ɛnyɛ ɛno nko. Asaase ne ɛso mmoa a Yehowa de ahyɛ nnipa nsa nso, sɛe ara na wɔresɛe no. (Ɔsɛnk. 8:9; Gen. 1:28) Dɛn na akɔfa aba? Nyansahufo bi kyerɛ sɛ nea nnipa de reyɛ asaase no nti, ɛbɛyɛ kakra no, mmoa ne afifide ahorow-ahorow bɛyɛ ɔpepem baako ase betumi ahyew. w21.07 12 ¶13-14
Wukuda, June 7
‘Yehowa de bɛkyɛ ma aboro so.’—Yes. 55:7.
Onyankopɔn asomfo bi wɔ hɔ a, bɔne a wɔayɛ atwam nti, wɔn ahonim da so ara reteetee wɔn paa. Wɔn ahonim a ebu wɔn fɔ no ma wonya adwene sɛ, sɛ wɔanu wɔn ho sɛ dɛn mpo a, Yehowa remfa nkyɛ wɔn da. Sɛ saa na wote nka, na wuhu sɛ Onyankopɔn yi ne yam da ne dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ n’asomfo a, ɛbɛboa wo ma wode ahonim pa asom Yehowa ama w’ani agye. Yebetumi ayɛ saa, efisɛ “ne Ba Yesu mogya hohoro yɛn ho fi bɔne nyinaa ho.” (1 Yoh. 1:7) Sɛ wo sintɔ bi nti w’abam abu a, kae sɛ, sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho a, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ no. Odwontofo Dawid ma yehu sɛ ɔdɔ a enni huammɔ ne bɔnefakyɛ wɔ abusuabɔ. Ɔkaa sɛ: “Sɛnea ɔsoro ware sen asaase no, saa ara na ne dɔ a enni huammɔ nso yɛ kɛse boro so ma wɔn a wosuro no. Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no, saa ara na wama yɛne yɛn mmarato ntam aware.”—Dw. 103:11, 12. w21.11 5-6 ¶12-13
Yawda, June 8
Ne mma sɔre, na wɔfrɛ no anigye; ne kunu sɔre, na oyi no ayɛ.—Mmeb. 31:28.
Ɛsɛ sɛ okunu a ɔyɛ Kristoni di ne yere ni. (1 Pet. 3:7) Sɛ yɛn ani ku obi ho na yebu no a, ɛkyerɛ sɛ yedi no ni. Dɛn na okunu bɛyɛ de akyerɛ sɛ odi ne yere ni? Ɛne sɛ ɔbɛma wate nka sɛ ne ho hia paa. Afei nso, ɔremma ɔnyɛ biribi a ɛboro n’ahoɔden so. Ɛnsɛ sɛ ɔde no toto ɔbea foforo biara ho. Sɛ ɔde ne yere toto ɔbea foforo ho a, ɔhaw bɛn na ɛde ba? Onuawa bi a ɔde Rosa kunu nyɛ Yehowa Danseni. Ɛyɛ a ɔtaa de onuawa yi toto mmea foforo ho. Nsɛm a ɛwowɔ a ɔkeka kyerɛ Rosa no ama ɔte nka sɛ ne so nni mfaso. Ɔka sɛ, “Daa ɛsɛ sɛ obi kae me sɛ mesom bo ma Yehowa.” Nanso okunu a ɔyɛ Kristoni de, ɔrenyɛ saa da, mmom obedi ne yere ni. Onim sɛ, odi ne yere ni a, ɔne ne yere ntam bɛyɛ kama, na ɔne Yehowa ayɔnkofa mu nso bɛyɛ den. Ɔbarima a odi ne yere ni no, ɛyɛ a oyi no ayɛ, ɔma ohu sɛ ɔdɔ no, na ɔkamfo no. w21.07 22 ¶7-8
Fida, June 9
Mede ntoboase bɛtwɛn.—Mika 7:7.
Sɛ worehwɛ amenade bi kwan paa na ammedu bere a ɛsɛ sɛ wo nsa ka a, ɛbɛhaw wo anaa? Na sɛ wuhu sɛ, biribi pa bi nti na wo nsa anka a, worennya abotare ntwɛn nkosi sɛ ɛbɛba anaa? Sɛ yɛhwɛ Mmebusɛm 13:11 a, ɛma yehu ade baako nti a ɛsɛ sɛ yenya abotare. Ɛka sɛ: “Ahonyade a wonya no ntɛm no, ɛbɛsa, na nea ɔboaboa ahonyade ano nkakrankakra no, ɛbɛyɛ bebree.” Wuhu nnyinasosɛm a ɛwom no? Ɛne sɛ, biribiara a yɛreyɛ no, nyansa wom sɛ yɛbɛtɔ yɛn bo ase ayɛ no nkakrankakra. Mmebusɛm 4:18 ka sɛ: “Atreneefo kwan te sɛ anɔpa hann a ɛhyerɛn nkakrankakra kosi awia ketee.” Yɛhwɛ saa kyerɛwsɛm yi a, ɛma yehu pefee sɛ Yehowa boa ne nkurɔfo ma wɔte n’atirimpɔw ase nkakrankakra. Afei nso, sɛnea Kristoni bi tumi yɛ nsakrae wɔ n’abrabɔ mu na ɔne Yehowa ntam yɛ kama no, saa kyerɛwsɛm yi betumi aboa yɛn ma yɛate ase. Egye bere na obi ne Yehowa adamfofa mu atumi ayɛ den. w21.08 8 ¶1, 3-4
Memeneda, June 10
Mini! Soma me!—Yes. 6:8.
Bere a wiase yi rekɔ n’awiei no, adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. (Mat. 24:14; Luka 10:2; 1 Pet. 5:2) Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de som Yehowa. Anuanom pii retrɛw wɔn som adwuma mu. Ebinom pɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo. Afoforo nso pɛ sɛ wɔkɔsom wɔ Betel anaa wɔboa ma wosisi adan a yɛde yɛ Yehowa som adwuma. Anuanom mmarima pii nso reyere wɔn ho sɛ wɔbɛba abɛyɛ asafo mu asomfo anaa mpanyimfo. (1 Tim. 3:1, 8) Sɛ Yehowa hu sɛnea ne nkurɔfo pɛ sɛ wotu wɔn ho ma yɛ pii wɔ ne som mu no a, n’ani sɔ paa! (Dw. 110:3) Nanso botae bi a wode asi w’ani so wɔ Yehowa som mu a wuntumi nnu ho nti, w’abam abu anaa? Sɛ saa a, ka wo haw kyerɛ Yehowa. (Dw. 37:5-7) Afei nso, wubetumi abisa anuanom a wɔn ho akokwaw na wɔama wo nyansahyɛ a ɛbɛboa wo ama woayere wo ho asom Onyankopɔn yiye. Bɔ mmɔden fa afotu a wɔde bɛma wo no yɛ adwuma. Woyɛ saa a, wubetumi adu botae a wode asi w’ani so no ho. w21.08 20 ¶1; 21 ¶4
Kwasida, June 11
‘Yehowa rennyaw n’anokwafo.’—Dw. 37:28.
Ná odiyifobea Hana a na ɔyɛ okunafo no adi mfe 84, nanso “na ɔmpa asɔrefi hɔ da.” Esiane sɛ na ɔkɔ asɔrefie hɔ daa kɔsom nti, bere bi a ɔkɔɔ hɔ no, Yehowa hyiraa no ma ohuu Yesu. (Luka 2:36-38) Yɛn bere yi so no, yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no pii yɛ nhwɛso pa ma mmerante ne mmabaa. Sɛ yɛto yɛn bo ase bisa wɔn, na yɛyɛ aso tie wɔn ma wɔka anigye a wɔanya wɔ Yehowa som mu kyerɛ yɛn a, yebenya so mfaso paa. Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no som bo ma Yehowa, na wɔn ho hia paa wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu. Wɔde wɔn ani ahu nneɛma pii a Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔtaa n’ahyehyɛde no akyi. Afei nso, osuahu a wɔanya no ma wogye di sɛ Yehowa gye wɔn tom. Mfomso a wodii wɔ abrabɔ mu no nso, wɔasua nneɛma pii afi mu. Bu wɔn sɛ “nyansa asuti” anaa nnipa a wɔwɔ nyansa paa, na sua biribi fi wɔn hɔ. (Mmeb. 18:4) Sɛ wunya bere ne wɔn bɔ nkɔmmɔ de hu wɔn yiye a, ɛbɛhyɛ wo gyidi den. w21.09 3 ¶4; 4 ¶7-8; 5 ¶11, 13
Dwoda, June 12
Nea ɔyɛ ketewa no bɛdan apem, na nea osua adan ɔman a ɛyɛ den.—Yes. 60:22.
Sɛnea Yesaia kae no, Yehowa nkurɔfo renom “amanaman nufusu.” (Yes. 60:5, 16) Anuanom a wɔsom bo yi de nimdeɛ ne ɔdom akyɛde pii aba nokware no mu rebɛboa asɛnka adwuma a yɛreyɛ no wɔ aman 240 so no, na wɔboa nso ma yɛyɛ nhoma wɔ kasa bɛboro 1,000 mu. Awiei mmere yi mu no, wosow a wɔrewosow aman no repiapia nkurɔfo ma wɔasi gyinae. Wɔbɛtaa Onyankopɔn Ahenni akyi, anaa wɔde wɔn werɛ bɛhyɛ wiase aban mu? Wei yɛ gyinae a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara si. Ɛwom, ɔman biara a Yehowa nkurɔfo wɔ so no, wodi aban a ɛwɔ hɔ no mmara so. Nanso wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu. (Rom. 13:1-7) Wonim sɛ Ahenni no nko ara ne Adasamma haw nyinaa ano aduru. Saa Ahenni no mfi wiase.—Yoh. 18:36, 37. w21.09 17-18 ¶13-14
Benada, June 13
Monka mo koma mu nsɛm nkyerɛ no.—Dw. 62:8.
Sɛ obi a wodɔ no gyae Yehowa som a, ɛho hia paa sɛ wokɔ so hyɛ wo gyidi den na woboa abusua no mufo aka no nso. Wobɛyɛ no sɛn? Sɛ woyɛ nhyehyɛe de kenkan Bible daa dwinnwen ho na wokɔ adesua daa a, ɛbɛma wo gyidi akɔ so ayɛ den. Momma yɛnhwɛ Joanna. Ne papa ne ne nuabea nyinaa fii nokware no mu. Ɔka sɛ: “Sɛ mekenkan nnipa bi te sɛ Abigail, Ester, Hiob, Yosef, ne Yesu a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no ho asɛm a, ɛmma adwinnwen nhyɛ me so. Sɛ midwinnwen wɔn nhwɛso no ho a, ɛma minya nea merefa mu no ho adwempa, na ɛkyekye me werɛ.” Sɛ wokɔ ahohia mu a, nnyae mpaebɔ da. Srɛ yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no sɛ, sɛnea ohu ɔhaw a worefa mu no, ɔmmoa wo na wo nso hu no saa ara. Afei srɛ no sɛ ‘ɔmma wunnya nhumu na ɔnkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so.’ (Dw. 32:6-8) Ɛwom, ebia sɛnea wote nka paa no, ɛbɛyɛ den sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ Yehowa. Nanso yaw a worefa mu no, Yehowa nim ne nyinaa. Ɔpɛ sɛ woka wo komam asɛm kyerɛ no.—Ex. 34:6; Dw. 62:7. w21.09 28 ¶9-10
Wukuda, June 14
Oyi ne me Ba, nea medɔ no a magye no atom. Muntie no.—Mat. 17:5.
Afe 32 Y.B. Twam afahyɛ no akyi no, Yesu asomafo Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn ani huu biribi a na ɛyɛ nwonwa paa. Yesu sakrae wɔ wɔn anim wɔ bepɔw tenteenten bi so; ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ Hermon Bepɔw no so baabi. “N’anim hyerɛnee te sɛ owia, na n’ataade yɛɛ hyɛnn te sɛ hann.” (Mat. 17:1-4) Asomafo no tee sɛ Onyankopɔn reka sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no a magye no atom. Muntie no.” Sɛnea asomafo mmiɛnsa no bɔɔ wɔn bra no ma yehu sɛ wotiee Yesu ampa. Yɛpɛ sɛ yesuasua wɔn nhwɛso no. Yɛda Yehowa ase sɛ ne dɔ nti, ɔnam Yesu Kristo a ɔyɛ “asafo no ti” so ma yɛn akwankyerɛ. (Efe. 5:23) Sɛnea Yesu asomafo Petro, Yakobo ne Yohane tiee Yesu no, yɛn nso, momma yensi yɛn bo sɛ ‘yebetie no.’ Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya nhyira bebree nnɛ, na daakye nso, anigye a yebenya de, ɛsɛ w’ani. w21.12 22 ¶1; 27 ¶19
Yawda, June 15
Mɛteɛ wo so sɛnea ɛfata.—Yer 30:11.
Kristoni bi a ɔwɔ Korinto gyee ne papa yere. Ɔsomafo Paul ka kyerɛɛ Korintofo no sɛ wontu no mfi asafo no mu. Ná saa ɔbarima no brabɔne no resɛe afoforo wɔ asafo no mu. Ná asafo no mufo bi mpo nhu sɛ ɛyɛ bɔne a anibere wom! (1 Kor. 5:1, 2, 13) Bere bi akyi no, Paul tee sɛ ɔbɔnefo no anu ne ho ampa! Paul ka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ: “Munyi mo yam mfa nkyɛ no, na monkyekye ne werɛ.” Adɛn nti na Paul kaa saa? Sɛnea ɛbɛyɛ a ‘awerɛhow bebrebe renhyɛ no so.’ Paul nyaa ayamhyehye maa ɔbarima a na wanu ne ho no. Ná ɔsomafo no mpɛ sɛ bɔne a ɔbarima no yɛe no bɛhyɛ ne so, anaa obedi awerɛhow ara ma n’abam abu. Ɛba saa a, ebia ɔrenhwehwɛ bɔnefakyɛ. (2Ko 2:5-8, 11) Sɛnea Yehowa dɔ yɛn nti ohu yɛn mmɔbɔ no, saa ara na mpanyimfo no nso pɛ sɛ wɔyɛ. Sɛ ɛho hia sɛ mpanyimfo no teɛ obi so a, wɔde wɔn nan si fam yɛ saa, nanso sɛ wohu sɛ biribi wɔ hɔ a wobetumi agyina so ada mmɔborɔhunu adi a, wɔyɛ saa. Sɛ ɛsɛ sɛ mpanyimfo no teɛ no so na sɛ wɔanyɛ a, ɛnde na ɛnyɛ mmɔborɔhunu, na mmom na wɔreboa bɔne. w21.10 11 ¶12-15
Fida, June 16
Obi yɛ biribi tia wo a, ntua no so ka, na nnya wo nkurɔfo ho menasepɔw.—Lev. 19:18.
Sɛ obi yɛ ade ma ɛyɛ yɛn yaw a, yebetumi de atoto kuru ho. Kuru no bi susua, na ebi nso sõsõ. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, obi reyi ne ti a, oyiwan anaa blade no betumi atwa no kakra. Ebetumi ayɛ no yaw paa, nanso nna kakra akyi no, wobɛhwɛ na etwã no mpo ayera. Saa ara na mfomso a nkurɔfo yɛ tia yɛn no te; ɛnyɛ ne nyinaa na ɛyɛ akɛse. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ebia yɛn adamfo bi bɛka biribi anaa ɔbɛyɛ biribi a wannwene ho ama ahaw yɛn. Ɛba saa a, ɛnyɛ den sɛ yɛde bɛkyɛ no. Nanso sɛ kuru no sõ a, ebia ɛsɛ sɛ dɔkota pam na ɔkyekyere ma yɛn. Nanso sɛ yɛkɔ so tĩtĩ kuru no mu a, na yɛredi yɛn ho awu. Awerɛhosɛm ne sɛ, obi betumi ayɛ biribi a ɛte saa bere a obi ayɛ no ade ma ayɛ no yaw paa no. Sɛnea asɛm no ahye no afa no, ebia daa obedwinnwen ho, na wafa onii no ho abufuw mpo. Sɛnea obi fa nwansena ho abufuw a, ɔbere ne kuru no, saa ara na sɛ obi de ne yɔnko ho asɛm hyɛ ne mu a, epira ɔno ara. Sɛ yetie asɛm a ɛwɔ ɛnnɛ daa asɛm no mu a, hwɛ sɛnea ɛbɛboa yɛn! w21.12 11 ¶15
Memeneda, June 17
Adɛn nti na wubu wo nua atɛn?—Rom. 14:10.
Yɛmfa no sɛ onua anaa onuawa bi ntaadehyɛ anaa n’ahosiesie haw ɔpanyin bi. Ɔpanyin no betumi abisa ne ho sɛ, ‘Mmara bɛn na ɛwɔ Bible mu a onipa ko no abu so a enti ehia sɛ meka ho asɛm?’ Esiane sɛ ɔmpɛ sɛ ɛkɔyɛ sɛ ɔno ara na n’ani nnye sɛnea onii no siesie ne ho nti, ebia obebisa ɔpanyin foforo anaa ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw nso adwene wɔ ho. Ebia Paul afotu a ɛfa ntaadehyɛ ne ahosiesie ho no, wɔbɛbom asusuw ho. (1 Tim. 2:9, 10) Paul kaa sɛ, ɛnsɛ sɛ Kristoni ntaadehyɛ anaa n’ahosiesie yɛ kuntann anaa hyerɛpɛɛ, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ntaade a ɛfata na ɔde adwene a emu da hɔ siesie ne ho. Paul anka ntaade pɔtee a ɛsɛ sɛ obi hyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ ɔhyɛ. Saa ara nso na wanka sɛ sei anaa sei na ɛsɛ sɛ obi siesie ne ho. Ná onim sɛ Kristoni betumi ahyɛ ataade biara a ɔpɛ, anaa obetumi asiesie ne ho wɔ ɔkwan biara a ɔpɛ so. Nea ehia ara ne sɛ, ɔremmu Bible mmara biara so. Enti ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ sɛ onii no ntaadehyɛ fata na ɔde adwene a emu da hɔ na esiesie ne ho anaa. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, Kristofo mmienu a wɔn ho akokwaw mpo, sɛ wɔresi gyinae wɔ asɛm bi ho a, ebia ɛbɛsono gyinae a wɔn mu biara besi. Nanso wobɛhwɛ mu no, na wɔn mu biara de ye. Nea yɛpɛ ne nea yɛmpɛ no, ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn mfɛfo Kristofo ma wogye tom. w22.02 16 ¶9-10
Kwasida, June 18
Obiara nna ɔdɔ a enni huammɔ adi nkyerɛ ne yɔnko na onhu no mmɔbɔ.—Sak. 7:9.
Sɛ yɛn mu biara yi ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ ne yɔnko a, mfaso wɔ so paa. Ebi ne sɛn? Mmebusɛm nhoma no mu nsɛm a edidi so yi ma yenya mmuae no: “Mma ɔdɔ a enni huammɔ ne nokwaredi nnkɔ nnnyaw wo. . . . Ɛba saa a, wubenya adom ne ntease a edi mu wɔ Onyankopɔn ne onipa ani so.” “Onipa a ne dɔ nni huammɔ no, ɛboa ɔno ara.” “Obiara a ɔhwehwɛ trenee ne ɔdɔ a enni huammɔ no, obenya nkwa.” (Mmeb. 3:3, 4; 11:17, ase hɔ asɛm; 21:21) Mmebusɛm yi ma yehu nneɛma mmiɛnsa bi nti a ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi. Nea edi kan, sɛ yɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi a, ɛma yɛsom bo wɔ Onyankopɔn ani so. Nea ɛto so mmienu, sɛ yɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi a, ɛboa yɛn ankasa. Ebi ne sɛ, ɛma yenya nnamfo a yɛne wɔn ntam ntetew da. Nea ɛto so mmiɛnsa, sɛ yɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi a, ɛbɛma yɛanya nhyira daakye, a daa nkwa mpo ka ho. Ampa, mfaso wɔ so paa sɛ yetie asɛm a Yehowa aka yi: “Obiara nna ɔdɔ a enni huammɔ adi nkyerɛ ne yɔnko na onhu no mmɔbɔ.” w21.11 8 ¶1-2
Dwoda, June 19
Ma yɛn gyidi nyɛ kɛse.—Luka 17:5.
Sɛ sɔhwɛ bi a woahyia pɛn anaa nea worehyia seesei ama woahu sɛ tokuru bi abɛda wo gyidi mu a, mma w’aba mu mmmu. Fa no sɛ ɛyɛ akwannya a wode bɛhyɛ wo gyidi den. Bɔ Yehowa mpae denneennen, ɛnkanka bere a worehyia sɔhwɛ a emu yɛ den no. Kae sɛ ebia Yehowa bɛfa w’abusuafo anaa wo nnamfo so ama wo nsa aka nea wuhia. Sɛ woma Yehowa boa wo ma wugyina sɔhwɛ a worehyia no mprempren no ano a, ɛbɛma woanya ahotoso paa sɛ, sɔhwɛ biara a wubehyia daakye no, ɔbɛboa wo ama woagyina ano. Yesu maa n’asuafo no huu baabi a ehia sɛ wɔhyɛ wɔn gyidi den. Nanso na ɔwɔ ahotoso sɛ, sɔhwɛ biara a na wobehyia daakye no, Yehowa bɛboa wɔn ama wɔatumi agyina ano. (Yoh. 14:1; 16:33) Ná ɔwɔ awerɛhyem sɛ nnipakuw kɛse bi betwa ahohiahia kɛse no, esiane wɔn gyidi a ɛyɛ den nti. (Adi. 7:9, 14) Sɛ wode hokwan biara a wubenya no nnɛ hyɛ wo gyidi den a, wobɛka wɔn ho!—Heb. 10:39. w21.11 25 ¶18-19
Benada, June 20
Yehowa bɔfo bɔ wɔn a wosuro no no ho ban.—Dw. 34:7.
Ɛnnɛ, yɛnhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛbɔ yɛn ho ban anwonwakwan so. Nanso yenim sɛ, sɛ obi de ne ho to Yehowa so na owu mpo a, obenya daa nkwa. Ahotoso a yɛwɔ sɛ Yehowa betumi abɔ yɛn ho ban no, ɛrenkyɛ koraa, yebehyia ho sɔhwɛ. Sɛ aman bi a wɔaka wɔn ho abom a wɔne Gog a ofi Magog no tow hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛawu awie ara ne sa. Saa bere no, ɛsɛ sɛ yenya awerɛhyem sɛ, sɛ ɛdan sɛ bo a, Yehowa begye yɛn. Amanaman no de, wobehu yɛn sɛ nguan a wonni ahobammɔ biara. (Hes. 38:10-12) Yɛn a, yenni akode; yɛn nso a, yensuaa akodi. Ɛbɛyɛ amanaman no sɛ wɔbɛfa yɛn sɛ nwa. Wonnim sɛ Yehowa abɔfo mpempem bebree ayɛ krado sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban. Nanso yɛn de, yenim, efisɛ yɛwɔ gyidi. Amanaman no nni Onyankopɔn mu gyidi biara. Sɛ ɔsoro asafodɔm no betwitwa gye yɛn a, ɛbɛyɛ wɔn sɛ sini!—Adi. 19:11, 14, 15. w22.01 6 ¶12-13
Wukuda, June 21
Monnɔ anuanom nyinaa.—1 Pet. 2:17.
Yɛn nuanom nyinaa ho hia Yehowa, enti yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛma wɔn ho hia yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de bɔ wɔn ho ban na yɛkyerɛ sɛ yedwen wɔn ho. Enti sɛ yehu sɛ yɛayɛ biribi ama ahaw obi a, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so na yɛka sɛ onipa no hwene mu bɔn no dodo, na ɛnsɛ sɛ ɔtwe nsɛm mu. Adɛn nti na ebinom betumi ama asɛm ahaw wɔn? Ebia baabi a wɔtetee anuanom binom nti, wobu wɔn ho abomfiaa. Ebinom nso baa nokware no mu nkyɛe, enti wonnya nhuu sɛnea wobenya afoforo sintɔ ho koma. Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara ma asomdwoe tena yɛne yɛn nuanom ntam. Afei nso sɛ obi ma nea afoforo yɛ taa haw no a, ɛsɛ sɛ ohu sɛ ɛyɛ mmerɛwyɛ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ho adwuma. Ɔyɛ saa a, n’asom bedwo no na ɔne ne nuanom ntam nso bɛyɛ kama. w21.06 21 ¶7
Yawda, June 22
Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa; ɔbɛn wɔn a wɔfrɛ no nokwaredi mu nyinaa.—Dw. 145:18.
Yesu nim sɛnea wote nka. Sɛ worefa ɔhaw bi mu, na wunya adamfo a ɔte wo ase ma ɔkyekye wo werɛ a, ɛma w’ani gye paa. Sɛ w’adamfo no afa ɔhaw a worehyia no bi mu pɛn a, ɛno de ɛboa paa. Yesu ne saa adamfo no. Sɛ obi yɛ mmerɛw na ohia mmoa a, Yesu nim sɛnea ɛte. Onim yɛn mmerɛwyɛ, na ɔbɛhwɛ ama yɛn nsa aka mmoa biara a yehia “bere a ɛsɛ mu.” (Heb. 4:15, 16) Sɛnea Yesu maa ɔbɔfo boaa no wɔ Getsemane turom hɔ no, yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ mmoa biara a Yehowa de bɛma yɛn no, yebegye atom. Sɛ ɛyɛ biribi a yɛakan wɔ yɛn nhoma no bi mu oo, video bi a yɛahwɛ oo, ɔkasa bi a yɛatie oo, asafo mu panyin, anaa yɛn adamfo bi a ne ho akokwaw nsrahwɛ a ɛhyɛ nkuran oo, ɛsɛ sɛ yegye tom. (Luka 22:39-44) Yehowa bɛma wo “Onyankopɔn asomdwoe” na woahyɛ wo den. Sɛ yɛbɔ mpae a, yebenya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro ntease nyinaa so.”—Filip. 4:6, 7. w22.01 18-19 ¶17-19
Fida, June 23
Wɔde mmara a na asomafo no . . . ahyɛ sɛ wonni so no maa wɔn.—Aso. 16:4.
Yehowa yɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. Nanso nea ebetumi ayɛ den ama yɛn ne sɛ yebenya anuanom a wodi nneɛma anim no mu ahotoso. Ebia yebebisa yɛn ho sɛ, ‘Ɛyɛ ampa sɛ wɔn a wodi nneɛma anim no, Yehowa na ɛkyerɛ wɔn kwan, na ɛnyɛ wɔn ankasa adwene na wodi akyi?’ Nokwasɛm a ɛwom paa ne sɛ, wɔn a wodi nneɛma anim a Yehowa wɔ wɔn mu ahotoso no, sɛ yennye wɔn nni a, yɛrentumi nka sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso. Ɛnnɛ, Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so na ɛkyerɛ n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asaase so no kwan. (Mat. 24:45) Akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so no, wɔn na wɔhwɛɛ Onyankopɔn asomfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no so, na wɔde akwankyerɛ maa asafo mu mpanyimfo. Ɛnnɛ nso, saa ara na akoa nokwafo no hwɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa so, na wɔma asafo mu mpanyimfo no akwankyerɛ. Sɛ mpanyimfo no nsa ka akwankyerɛ no a, wɔhwɛ de yɛ adwuma wɔ asafo ahorow no mu. Akwankyerɛ a yenya fi ahyehyɛde no ne asafo mu mpanyimfo hɔ no, sɛ yedi so a, ɛkyerɛ sɛ yegye di sɛ ɔkwan a Yehowa fa so yɛ n’ade no, ɛno na ɛyɛ papa paa. w22.02 4 ¶7-8
Memeneda, June 24
Sɛ yɛreyɛ adepa a, mommma yɛmmpa abaw.— Gal. 6:9.
Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo! Sɛ yenya obi a ‘ɔwɔ koma pa a ebetumi ama wanya daa nkwa,’ na yɛboa no ma ɔbɛyɛ gyidini a, ɛma yɛn ani gye paa. (Aso. 13:48) Bere a Yesu asuafo no bɛkaa osuahu a ɛhyɛ nkuran a wonyae wɔ asɛnka adwuma no mu kyerɛɛ no no, ‘honhom kronkron hyɛɛ no ma, na n’ani gyei papaapa.’ Yɛn nso, sɛ asɛnka adwuma no kɔ yiye a, saa ara na yɛte nka. (Luka 10:1, 17, 21) Ɔsomafo Paul hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ: “Hwɛ wo ho so yiye bere nyinaa, na ma w’ani nku wo nkyerɛkyerɛ ho daa.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.” (1 Tim. 4:16) Wei kyerɛ sɛ, yɛn adwuma no yɛ nkwagye adwuma. Yɛhwɛ yɛn ho so yiye bere nyinaa, efisɛ yɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no manfo. Enti yɛpɛ sɛ daa nea yɛyɛ no hyɛ Yehowa anuonyam, na yɛn abrabɔ nso fata asɛmpa a yɛka no. (Filip. 1:27) Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye na yɛbɔ Yehowa mpae ansa na yɛakɔ asɛnka. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ‘yɛn ani ku yɛn nkyerɛkyerɛ ho.’ w21.10 24 ¶1-2
Kwasida, June 25
Monhyɛ suban foforo . . . no.— Kol. 3:10.
Sɛ obi wɔ “suban foforo” no a, ɛkyerɛ sɛ, osuasua sɛnea Yehowa dwen nneɛma ho na ɔyɛ n’ade. Sɛ obi sow Onyankopɔn honhom aba no, na ɔma honhom kronkron nya n’adwene, ne nkate, ne ne nneyɛe so tumi a, ɛkyerɛ sɛ wahyɛ suban foforo no. Obi a ɔte saa no dɔ Yehowa ne ne nkurɔfo. (Mat. 22:36-39) Sɛ ɔrehyia sɔhwɛ mpo a, ɔde anigye gyina mu. (Yak. 1:2-4) Ɔyɛ asomdwoe nipa. (Mat. 5:9) Ɔwɔ afoforo ho abotare, na ne yam ye. (Kol. 3:13) N’ani gye adepa ho, na ɔyɛ nso. (Luka 6:35) Ɔde ne nneyɛe kyerɛ sɛ ɔwɔ ne soro Agya no mu gyidi paa. (Yak. 2:18) Sɛ obi gyigye no mpo a, ɔda odwo adi; sɛ biribi sɔ no hwɛ sɛ ɔnkɔyɛ bɔne a, otumi hyɛ ne ho so. (1 Kor. 9:25, 27; Tito 3:2) Sɛ yebetumi ahyɛ suban foforo no a, su ahorow a ɛwɔ Galatifo 5:22, 23, ne nea ɛwɔ kyerɛwnsɛm afoforo mu no, gye sɛ yenya ne nyinaa. w22.03 8-9 ¶3-4
Dwoda, June 26
Munsuasua me.—1 Kor. 11:1.
Asafo mu mpanyimfo betumi asuasua ɔsomafo Paul. Ɛnyɛ sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ afie afie nko, na mmom wɔbɛyɛ krado sɛ hokwan biara a wobenya nso, wɔde bedi adanse. (Efe. 6:14, 15) Sɛnea Paul yɛe no, asafo mu mpanyimfo nso, bere a wɔreyɛ asɛnka adwuma no, wobetumi atete asafo mu asomfo ne afoforo. (1 Pet. 5:1, 2) Ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ dwumadi ahorow begye ɔpanyin bi abɔ so ara ma enti ɔrennya bere mpo nkɔ asɛnka. (Mat. 28:19, 20) Sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere ayɛ nneɛma biara a ehia sɛ ɔyɛ no, dwumadi no bi wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ ogye to ne ho so. Sɛ ɔbɔ mpae na osusuw asɛm no ho yiye a, ebia obehu sɛ, sɛ ɔka sɛ ɔbɛyɛ dwumadi no a, nneɛma afoforo a ɛho hia paa bɛka mu. Saa nneɛma no bi ne abusua som, asɛnka adwuma no a ɔbɛyere ne ho ayɛ, anaa ne mma a ɔbɛtete wɔn wɔ asɛnka adwuma no mu. Wobetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa te wɔn ase, efisɛ wɔpɛ sɛ wonya bere de yɛ nneɛma afoforo a ɛno nso ho hia. w22.03 27 ¶4, 7; 28 ¶8
Benada, June 27
Munnsuro wɔn a wokum nipadua nanso wontumi nkum ɔkra no.—Mat. 10:28.
Bere a woyɛɛ w’adwene sɛ wopɛ sɛ wobɛyɛ Yehowa Danseni no, ehu kakra kaa wo anaa? Ebia ɛyɛɛ wo sɛ afie afie asɛnka adwuma no de, worentumi nyɛ bi da. Anaa wotee nka sɛ ebia w’abusuafo ne wo nnamfo bɛsɔre atia wo. Sɛ saa a, ɛnde, sɛ wo Bible suani te nka saa a, wubetumi ate no ase. Yesu kaa sɛ ehu a ɛte saa betumi aka ebinom. Nanso Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma ehu ka wɔn ma wogyae Yehowa som. (Mat. 10:16, 17, 27) Boa wo Bible suani no nkakrankakra ma ɔnka nea ɔresua no ho asɛm nkyerɛ afoforo. Bere a Yesu somaa n’asuafo no sɛ wɔnkɔka asɛmpa no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn yam hyehyee wɔn. Nanso nea Yesu yɛ de boaa wɔn ne sɛ ɔkyerɛɛ wɔn baabi a wɔnkɔka asɛm no ne asɛm ko a wɔkɔ a wɔbɛka. (Mat. 10:5-7) Wobɛyɛ dɛn asuasua Yesu? Boa wo suani no ma onhu baabi a obetumi aka asɛm no. Ebia wubetumi abisa no sɛ, biribi pɔtee a wasua afi Bible mu no, onim obi a ebetumi aboa no anaa. Afei boa no ma onhu nea ɔbɛka na kyerɛ no ɔkwantiaa ɔbɛfa so ayɛ saa. w21.06 6 ¶15-16
Wukuda, June 28
Mɛwosow aman nyinaa, na aman nyinaa mu nneɛma a ɛsom bo bɛba.—Hag. 2:7.
“Prɛko pɛ, na sotɔɔ adan ne adan dedaw redwiriw gu fam.” “Ná obiara ani so atan no . . . Nnipa bebree kaa sɛ edii bɛyɛ simma mmienu pɛ. Nanso, me de, ɛyɛɛ me sɛ ɛkyɛe paa.” Asaasewosow a esii wɔ Nepal afe 2015 mu no, wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no, wɔn mu bi anom asɛm ne no. Nanso yɛrekasa yi, ɔwosow foforo bi rekɔ so; aman nyinaa na ɛrewosow. Odiyifo Hagai kyerɛwee sɛ: “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Ɛbɛsan aba bio sɛ, ɛrenkyɛ koraa, mɛwosow ɔsoro ne asaase.’” (Hag. 2:6) Ɔwosow a Hagai kaa ho asɛm no nte sɛ asaasewosow ankasa, efisɛ asaasewosow de, ɛsɛe ade; ɛmfa biribi papa biara mma. Nanso nea Hagai kaa ho asɛm no de, ɛde adepa ba. Yehowa ankasa ka kyerɛ yɛn sɛ: “Mɛwosow aman nyinaa, na aman nyinaa mu nneɛma a ɛsom bo bɛba; na mede anuonyam bɛhyɛ ofi yi ma.” w21.09 14 ¶1-3
Yawda, June 29
Mo na moda so bata me ho wɔ me sɔhwɛ mu.— Luka 22:28.
Sɛ wopɛ sɛ wo ne obi fa adamfo denneennen a, ɛsɛ sɛ wotaa ne no kasa na woka wo komam asɛm kyerɛ no. Saa ara na yɛne Yehowa adamfofa nso te. Sɛ yɛbɔ no mpae na yɛka yɛn tirim asɛm kyerɛ no, na yɛma ohu yɛn haw ne sɛnea yɛte nka a, ɛbɛkyerɛ sɛ yegye no di na yenim sɛ ɔdɔ yɛn. (Dw. 94:17-19; 1 Yoh. 5:14, 15) Wo ne nnamfo anokwafo mmɔ; wɔyɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ. (Yak. 1:17) Yɛn Agya a ɔwɔ soro no dwen yɛn ho, enti wama yɛn anuanom mmarima ne mmea a ‘wɔdɔ yɛn bere nyinaa.’ (Mmeb. 17:17) Krataa a ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Kolosefo no, ɔbobɔɔ anuanom bi a wɔboaa no din wom, na ɔkaa sɛ ‘wɔyɛ aboafo a wɔahyɛ no den.’ (Kol. 4:10, 11) Kristo Yesu mpo, na ohia ne nnamfo mmoa, na mmoa a ne nnamfonom a ebi yɛ abɔfo na ebi yɛ nnipa de maa no no, n’ani sɔe. (Luka 22: 43) Sɛ yɛka yɛn haw kyerɛ yɛn nua Kristoni bi a ne ho akokwaw a, ɛnkyerɛ sɛ yɛn gyidi nyɛ den. Mmom ebetumi abɔ yɛn ho ban. w21.04 24-25 ¶14-16
Fida, June 30
[Ɔdɔ tɔ] ne bo ase biribiara mu, egye biribiara di, ɛwɔ biribiara mu anidaso, na egyina biribiara ano.—1 Kor. 13:7.
Sɛ wo yɔnko Kristoni bi ayɛ ade ama ahye wo paa a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Yɛ nea wubetumi biara ma asomdwoe ntena mo ntam. Fi wo komam bɔ Yehowa mpae. Srɛ Yehowa sɛ onhyira onii a wafom wo no, na ɔmmoa wo na hu suban pa a ɔwɔ a Yehowa nso ani gye ho no. (Luka 6:28) Sɛ worentumi mmu w’ani ngu nea wo nua no de ayɛ wo no so a, ɛnde pɛ ɔkwan bi a wobɛfa so ne no aka ho asɛm. Bere biara, nea ɛsɛ sɛ woma ɛtena wo tirim ne sɛ, wo nua no renhyɛ da nyɛ biribi sɛ ɔde rehaw wo. (Mat. 5:23, 24) Sɛ wo ne no rekasa a, fa no sɛ wanhyɛ da. Na sɛ ɔmpɛ sɛ ɔbɛma moasiesie mo ntam nso ɛ? ‘Kɔ so ara nya ne ho abotare;’ mpa abaw. (Kol. 3:13) Nea ehia paa no, mfa wo nua no ho asɛm nhyɛ wo mu da, efisɛ woyɛ saa a ɛbɛsɛe wo ne Yehowa adamfofa. Mma biribiara nnto wo hintidua da. Woyɛ saa a ɛkyerɛ sɛ Yehowa na wodɔ no paa.—Dw. 119:165. w21.06 23 ¶15