July
Memeneda, July 1
Akyiri yi, [nteɛso sow] asomdwoe aba a ɛne trenee ma wɔn a atete wɔn no.—Heb. 12:11.
Tu a wotu obi no ka Yehowa nhyehyɛe ho. Sɛ Yehowa teɛ ɔbɔnefo no so a, ɛnyɛ ɔno nko ara na ɛboa no; ɛboa yɛn nyinaa. Ebia ebinom a wɔwɔ asafo no mu benwiinwii sɛ, wɔanni asɛm no yiye. Nanso kae sɛ mpɛn pii no, wɔn a ɛkeka saa no, nneɛma bɔne a ɔbɔnefo no yɛe de, ɛyɛ a wɔnka ho asɛm. Nea ɛwom ara ne sɛ, yennim asɛm no nyinaa ani so. Ɛno nti, nyansa wom sɛ yebegye atom sɛ mpanyimfo a wodii asɛm no yɛɛ nea wobetumi biara de Kyerɛwnsɛm no mu nnyinasosɛm yɛɛ adwuma, na wobuu atɛn ‘maa Yehowa.’ (2 Be. 19:6) Sɛ mpanyimfo no si gyinae tu obi a wodɔ no na wugye tom a, ebetumi aboa no ma wasan aba Yehowa nkyɛn. Elizabeth ka sɛ: “Bere a wotuu yɛn babarima no, na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛne no remmɔ ketekete mpo. Ná ɛnna fam koraa. Nanso ɔsan baa Yehowa nkyɛn no, ɔkaa sɛ edi sɛ wotuu no. Akyiri yi, ɔno ara kaa sɛ nea ɛtoo no no, wasua biribi afi mu.” w21.09 28-29 ¶11-12
Kwasida, July 2
Ohui sɛ ɔbea kunafo hiani bi de nkaprɛ mma abien a ɛnsom bo ahe biara abegu mu.—Luka 21:2.
Dwen saa ɔbea kunafo no ho. Ebetumi aba sɛ, ɔwɔ bi a, anka ɔde bi bɛka ho ama Yehowa. Ne hia nyinaa akyi no, ɔyɛɛ nea obetumi. Ɔde nea ɔwɔ nyinaa maa Yehowa, na na Yesu nim sɛ ɔbea no ntoboa no som bo wɔ n’Agya ani so. Nea ehia sɛ yesua fi mu ni: Sɛ yɛde yɛn koma nyinaa ne yɛn kra nyinaa som Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ yɛde nea yɛwɔ nyinaa ama no, na n’ani bɛsɔ. (Mat. 22:37; Kol. 3:23) Sɛ Yehowa hu sɛ yɛreyɛ nea yebetumi nyinaa de asom no a, n’ani gye! Yebetumi de saa nnyinasosɛm anaa ntease no ayɛ adwuma wɔ bere ne ahoɔden a yɛde som Yehowa no mu. Ebi ne bere a yɛde kɔ asɛnka ne asafo nhyiam. Nea yesua fi ɔbea kunafo no asɛm mu no, sɛn na wode bɛyɛ adwuma? Bɔ mmɔden dwen ho na hwɛ nnipa pɔtee bi a ebia ebehia sɛ wohyɛ wɔn nkuran ma wohu sɛ nea wotumi yɛ no sɔ Yehowa ani. Ebia ɛyɛ onuawa aberewa bi a n’ahoɔden so atew nti ontumi nyɛ asɛnka adwuma no pii sɛ kan no a ɛno nti ebia n’adwene bu no fɔ anaa ɛyɛ no sɛ mfaso biara nni ne so. w21.04 6 ¶17, 19; 7 ¶20
Dwoda, July 3
Anigye ne nea omia n’ani gyina sɔhwɛ mu, efisɛ sɛ wogye no tom a, ne nsa bɛka nkwa abotiri.—Yak. 1:12.
Yehowa nim bere a ɛfata paa sɛ ɔsɛe saa wiase bɔne yi. Abotare a wanya no ama nnipakuw kɛse bi a wɔn dodow yɛ ɔpepem pii abehu no, na wɔresom no. Ɛyɛ wɔn dɛ paa sɛ Yehowa akɔ so anya abotare ama wɔawo wɔn, wɔabesua ne ho ade adɔ no, na wɔahyira wɔn ho so ama no. Sɛ nnipa ɔpepem pii gyina mu ara kosi awiei a, ɛbɛma obiara ahu sɛ, eye paa sɛ Yehowa nyaa abotare twɛnee! Ɛmfa ho awerɛhow ne amanehunu a Satan akɔfa aba no, Yehowa da so ara yɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Tim. 1:11) Yɛn nso yebetumi de anigye atwɛn akosi sɛ Yehowa bɛtew ne din ho, wama obiara ahu sɛ ne tumidi na ɛyɛ papa, na wayi abɔnefosɛm nyinaa ne ɔhaw biara a yɛrehyia nnɛ no afi hɔ. Esiane sɛ yenim sɛ yɛn Agya a ɔwɔ ɔsoro no refa ɔhaw mu nti, momma yensi yɛn bo sɛ yɛn nso yebemia yɛn ani afa mu bi. w21.07 13 ¶18-19
Benada, July 4
Biribi pa bi betumi afi Nasaret aba?—Yoh. 1:46.
Nnipa bebree annye Yesu anni wɔ ne bere so. Wɔn ani so de, na ɔyɛ kapentani hiani bi ba. Afei nso na ofi Nasaret, na na nkurɔfo bu Nasaret sɛ ɛnyɛ kurow papa biara. Natanael a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Yesu suani no mpo, bere bi ɔkaa sɛ: “Biribi pa bi betumi afi Nasaret aba?” Ebia nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mika 5:2 no na na ɛwɔ n’adwene mu. Saa nkɔmhyɛ no kaa sɛ wɔbɛwo Mesia no wɔ Betlehem, na ɛnyɛ Nasaret. Odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ Yesu atamfo renhaw wɔn ho sɛ ‘wobehu Mesia no awo ntoatoaso.’ (Yes. 53:8) Sɛ saa nkurɔfo no tɔɔ wɔn bo ase hwehwɛɛ nsɛm no nyinaa mu a, anka wobehu sɛ wɔwoo Yesu wɔ Betlehem, na ɔyɛ Ɔhene Dawid aseni. (Luka 2:4-7) Baabi a Mika 5:2 kaa sɛ wɔbɛwo Yesu no, ɛhɔ ara na wɔwoo no. Enti na wɔn haw ne sɛn? Wɔperee wɔn ho. Wɔanhwehwɛ asɛm no nyinaa mu, ɛno nti wɔannye no anni. w21.05 2-3 ¶4-6
Wukuda, July 5
‘Sɛ ɔtreneeni kasa kyerɛ me a, ɛbɛyɛ te sɛ ngo wɔ me ti so.’—Dw. 141:5.
Bible mu nnipa bi wɔ hɔ a, wotiee afotu, na Yehowa hyiraa wɔn. Momma yɛnhwɛ Hiob. Ɛwom sɛ na osuro Onyankopɔn, nanso na bɔne wɔ ne ho. Bere bi a ɔrefa ateetee mu paa no, ɔkekaa nsɛm bi a ɛmfa kwan mu. Wei nti, Elihu ne Yehowa nyinaa de afotu maa no tẽẽ. Dɛn na Hiob yɛe? Ɔkaa sɛ: “Mekasae, nanso na mente ase, . . . ɛno nti asɛm a mekae no, matwe asan, na manu me ho wɔ dɔte ne nsõ mu.” (Hiob 42:3-6, 12-17) Ɛwom sɛ na wanyin sen Elihu koraa, nanso bere a Elihu tuu no fo no, otiei. Ɔyɛɛ wei de kyerɛe sɛ ɔbrɛ ne ho ase. (Hiob 32:6, 7) Yɛn nso, sɛ obi tu yɛn fo, na yɛte nka sɛ afotu no mfata yɛn anaa yɛanyin sen onii a ɔretu yɛn fo no mpo, na yɛwɔ ahobrɛase a, ɛbɛboa yɛn ama yɛatie. Yɛn mu hena na obetumi aka sɛ su ahorow a ɛka bom yɛ honhom aba no, baabi a wasow akodu no ara ye, na asɛnka adwuma no nso, enhia sɛ otu mpɔn wom bio? w22.02 11 ¶8; 12 ¶12
Yawda, July 6
Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.—Yoh. 13:35.
Ɛyɛ yɛn nyinaa asɛde sɛ yɛbɛboa ama ɔdɔ ne asomdwoe atena asafo no mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rente nka sɛ wayɛ ankonam. Yɛn kasa ne yɛn nneyɛe betumi ahyɛ afoforo nkuran paa! Wɔn a wɔn ho nipa biara nni asafo no mu no, dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wɔn? Di kan tu ho anammɔn. Sɛ obi ba yɛn asafo mu foforo a, yebetumi ayi yɛn yam ama no akwaaba. (Rom. 15:7) Nanso yɛremma nkyia no nso ho ara. Yɛpɛ sɛ nkakrankakra wɔbɛyɛ yɛn nnamfo a wɔbɛn yɛn paa. Enti yɛ biribi fa kyerɛ sɛ wudwen wɔn ho paa. Mfeefee wɔn nsɛm mu nanso bɔ mmɔden sɛ wubehu nea wɔrefa mu. Ebinom wɔ hɔ a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛka wɔn komam asɛm, enti hwɛ yiye na wanhyɛ wɔn sɛ wɔnkasa. Mmom, fa nhumu yɛ adwuma na bisa wɔn nsɛm a ɛbɛma wɔakasa, na sɛ wɔrekasa nso a nya abotare tie wɔn. Sɛ nhwɛso no, wubetumi abisa wɔn nea ɛyɛe a wobehuu nokware no. w21.06 11 ¶13-14
Fida, July 7
Wobetie me nne, na wɔabɛyɛ kuw baako anya ɔhwɛfo baako.—Yoh. 10:16.
Yɛanya hokwan de baakoyɛ resom Yehowa sɛ “kuw baako” a “ɔhwɛfo baako” na ɔrekyerɛ yɛn kwan. Wei yɛ hokwan a ɛsom bo ma yɛn paa. Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no, kratafa 165 ka sɛ: “Seesei worenya saa baakoyɛ no so mfaso, enti ɛsɛ sɛ wo nso woboa ma ɛtena hɔ.” Enti ɛsɛ sɛ “yebu yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea sɛnea Yehowa bu wɔn” no. Yehowa de, obu yɛn nyinaa sɛ mmofra “nkumaa” a yɛda ne koma so. Saa ara na wo nso wubu wo nuanom anaa? Biribiara a woyɛ de boa wo nuanom anaa woyɛ de kyerɛ sɛ wudwen wɔn ho no, Yehowa hu na n’ani sɔ. (Mat. 10:42) Yɛdɔ yɛn mfɛfo Kristofo. Enti ‘yɛasi yɛn bo sɛ yɛremfa hintidua anaa akwanside nto onua biara anim.’ (Rom. 14:13) Yebu yɛn nuanom sɛ wɔkyɛn yɛn na yɛpɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu de wɔn bɔne kyɛ wɔn. Momma yɛnhwɛ na nea nkurɔfo ka anaa wɔyɛ anto yɛn hintidua. Mmom, “nneɛma a ɛde asomdwoe ba ne nneɛma a ɛma yɛhyehyɛ yɛn ho den no, momma yenni ɛno akyi.”—Rom. 14:19. w21.06 24 ¶16-17
Memeneda, July 8
‘Onyankopɔn na ɔma enyin.’—1 Kor. 3:7.
Sɛ yɛyere yɛn ho sua Bible, na yɛde afotu a Onyankopɔn asafo no nam Bible so de ma yɛn no yɛ adwuma a, nkakrankakra yebenya Kristo suban no bi. Afei nso, yebehu Onyankopɔn yiye. Sɛnea Ahenni asɛm a yɛka no nyin nkakrankakra wɔ nnipa a wɔwɔ koma pa mu no, Yesu de aba ketewa bi yɛɛ mfatoho de kyerɛkyerɛɛ mu. Ɔkaa sɛ: “Aba no fifi na ɛyɛ tenten; ɔkwan a ɛfaa so yɛɛ saa de, [ogufo no nnim]. Asaase no ara de nkakrankakra sow aba; edi kan yi ahaban, afei ɛbɔ bɛtem, na aba ba bɛtem no ho.” (Mar. 4:27, 28) Ná Yesu rekyerɛ sɛ, sɛnea afifide bi nyin nkakrankakra no, saa ara na obi gye Ahenni asɛm no tom a, ɔyɛ nsakrae nkakrankakra. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ yɛn Bible asuafo fi ase sɛ wɔrebɛn Yehowa a, yehu sɛ wɔyɛ nsakrae pii nkakrankakra wɔ wɔn asetena mu. (Efe. 4:22-24) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa na ɔma saa aba ketewa no nyin. w21.08 8-9 ¶4-5
Kwasida, July 9
Eye sɛ nea w’ani hu no, wobɛma w’ani agye ho sen sɛ wubekyinkyin adi w’akɔnnɔ akyi.—Ɔsɛnk. 6:9.
Yebetumi ahu nea ɛbɛboa yɛn ama yɛn ani agye. Obi a ɔma ‘n’ani gye nea n’ani hu ho no,’ n’ani sɔ nea ɔwɔ seesei, nanso nea okyinkyin di n’akɔnnɔ akyi de, nea ɔpɛ sɛ onya no, ne nsa rentumi nka da. Dɛn na yesua fi mu? Sɛ yɛn ani begye a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nea yɛwɔ so. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si botae a yebetumi adu ho so. Ɛyɛ ampa sɛ yɛn ani betumi asɔ nea yɛwɔ seesei anaa nea yɛwɔ dedaw? Nnipa pii wɔ adwene sɛ ɛrentumi nyɛ yiye saa, efisɛ nnipa de, ɛwom ara yɛpɛ sɛ yɛyɛ biribi foforo. Nanso nea ‘yɛn ani hu,’ anaa nea yɛwɔ dedaw no, yɛn ani betumi agye ho. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Hwɛ dwetikɛse ho mfatoho a Yesu mae wɔ Mateo 25:14-30 no, na fa w’adwene si sɛnea yɛbɛma yɛn ani agye nea yɛwɔ ho, ne sɛnea yɛbɛma anigye no ayɛ kɛse no so, na ɛbɛma woanya mmuae no. w21.08 21 ¶5-6
Dwoda, July 10
Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron, me ne wɔn a wɔabubu ne mmɔborɔwafo na ɛte.—Yes. 57:15.
“Wɔn a wɔabubu ne mmɔborɔwafo” no, Yehowa dwen wɔn ho paa. Ɛnyɛ mpanyimfo no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ yɛn nuanom yi nkuran, na mmom yɛn nyinaa. Ɔkwan baako a yebetumi afa so ahyɛ wɔn nkuran ne sɛ, yɛbɛma wɔahu sɛ yedwen wɔn ho. Yehowa pɛ sɛ yɛma wohu sɛ ne nguan som bo ma no, na ɔdɔ wɔn. (Mmeb. 19:17) Ade foforo nso a yebetumi ayɛ de aboa yɛn nuanom ne sɛ, yɛremfa nea yetumi yɛ nhoahoa yɛn ho, mmom yɛbɛbrɛ yɛn ho ase. Sɛ yɛhoahoa yɛn ho a, ebetumi ama afoforo ani abere yɛn. Enti yɛpɛ sɛ yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe nyinaa hyɛ yɛn nuanom nkuran. (1 Pet. 4:10, 11) Sɛ yɛhwɛ sɛnea na Yesu ne n’akyidifo no di a, yɛn nso yebetumi asua nneɛma pii afi mu, na yɛahu sɛnea yɛne afoforo bɛtena. Ná Yesu ne onipa a ɔsen biara a watena asaase so pɛn. Nanso na ‘odwo na na ɔbrɛ ne ho ase koma mu.’ (Mat. 11:28-30) Yesu de nsɛm ne mfatoho a ɛnyɛ den sɛ obiara bɛte ase na ɛkyerɛkyerɛe, na wei kaa wɔn a na wonsuaa nhoma nkɔɔ akyiri no koma.—Luka 10:21. w21.07 23 ¶11-12
Benada, July 11
Bisa . . . wo mpanyimfo, na wɔbɛka akyerɛ wo.—Deut. 32:7.
Di kan tu anammɔn ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim no mmɔ nkɔmmɔ. Ebia wɔn ani nhu ade papa, wɔnantew nyaa, na wɔkasa bɔkɔɔ nanso adwene no de, ɛte apɔw paa na wɔanya “din pa” wɔ Yehowa anim. (Ɔsɛnk. 7:1) Kae nea enti a Yehowa nni wɔn ho agorɔ no. Kɔ so di wɔn ni. Suasua Elisa. Da a etwa to a na ɔne Elia ntam rebɛtetew no, na wasi nketekrakye sɛ ɔremma mframa koraa mfa wɔn ntam. Elisa kaa no mprɛnsa sɛ: “Merennyae w’akyi di.” (2 Ahe. 2:2, 4, 6) Sɛ wo ne yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no rebɔ nkɔmmɔ a, bisa wɔn nsɛm a ɛbɛma wɔahu sɛ wopɛ wɔn asɛm paa. (Mmeb. 1:5; 20:5; 1 Tim. 5:1, 2) Wubetumi abisa wɔn nsɛm te sɛ: “Wusua no, dɛn na ɛma wugye dii sɛ woahu nokware no?” “Sɛn na osuahu a woanya no aboa wo ama woabɛn Yehowa?” “Dɛn na ɛboa wo ma w’ani kɔ so gye wɔ Yehowa som mu?” (1 Tim. 6:6-8) Afei sɛ wɔrekasa a, wɛn w’aso tie wɔn yiye. w21.09 5 ¶14; 7 ¶15
Wukuda, July 12
Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔkanyan mo sɛnea ɛsɔ n’ani, na ama moanya ɔpɛ no ne ahoɔden a mode bɛyɛ n’apɛde.—Filip. 2:13.
Ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛmpa no na yɛmmoa nkurɔfo ma wɔmmɛyɛ asuafo no, sɛ woyɛ nea wubetumi biara di so a, ɛkyerɛ sɛ wodɔ Onyankopɔn. (1 Yoh. 5:3) Wo de, dwen wei ho hwɛ: Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no aboa wo ma woka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo. Ná ɛyɛ mmerɛw ma wo sɛ wubedi saa ahyɛde no so anaa? Ebia na ɛnna fam. Bere a wufii asɛnka adwuma no ase no, ɔpon a edi kan a wokɔbɔɔ mu no, wotee nka sɛn? Sɛ́ wo yam hyee wo? Nanso esiane sɛ na wunim sɛ ɛyɛ adwuma a Yesu pɛ sɛ woyɛ nti, wudii ahyɛde no so. Seesei, nkakrankakra ebia asɛmpaka adwuma no akokwaw wo. Ɛnde, Bible adesua a wobɛyɛ nso ɛ? Ebesi wo tirim a, ɛma wo yam hye wo anaa? Ebia saa na ɛyɛ wo. Nanso wubetumi abɔ Yehowa mpae na woaka akyerɛ no sɛ ɔmmoa wo na nya akokoduru, na yi ehu fi wo mu sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi aka akyerɛ obi sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. Woyɛ saa a, Yehowa betumi aboa wo ama woanya ɔpɛ no de aboa nkurɔfo ma wɔabɛyɛ asuafo. w21.07 3 ¶7
Yawda, July 13
Wɔmma wɔn ahyɛnsode wɔ wɔn nsa nifa ho anaa wɔn moma so.—Adi. 13:16.
Tete mmere mu no, sɛ obi wɔ akoa a, na otwa no akam de hyɛ no nsow sɛnea ɛbɛma obiara ahu sɛ ɔyɛ n’akoa. Saa ara na yɛn bere yi so nso, aban ahorow bɛpɛ sɛ wɔma obiara sɛnkyerɛnne kwan so ahyɛnsode wɔ ne nsa ho anaa ne moma so. Wɔn a wobegye ahyɛnsode no nsusuwii ne wɔn nneyɛe bɛkyerɛ sɛ wɔtaa wiase aban akyi. Yebegye sɛnkyerɛnne kwan so ahyɛnsode no, na yɛataa wiase aban akyi anaa? Wɔn a wɔrennye ahyɛnsode no behyia nsɛnnennen ne asiane. Adiyisɛm nhoma no ka sɛ: “Obiara rentumi ntɔ anaa ɔntɔn gye nea ɔwɔ ahyɛnsode no.” (Adi. 13:17) Nanso, Onyankopɔn nkurɔfo nim nea Onyankopɔn de bɛyɛ wɔn a wobegye ahyɛnsode no bi no. (Adi. 14:9, 10) Wɔrennye ahyɛnsode no bi, na mmom yɛbɛka a, wɔbɛkyerɛw agu wɔn nsa ho sɛ, “Meyɛ Yehowa dea.” (Yes. 44:5) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛbata Yehowa ho denneennen. Sɛ asɛm biara nni yɛn nokwaredi ho a, Yehowa ani begye sɛ ɔbɛka sɛ yɛyɛ ne dea! w21.09 18 ¶15-16
Fida, July 14
Sɛnea dade sew dade ano no, saa ara na onipa nso sew n’adamfo anim.—Mmeb. 27:17.
Afoforo betumi aboa yɛn ma yɛayɛ yɛn som adwuma no. Paul kyerɛɛ Timoteo akwan a ɔfa so yɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no, na ɔhyɛɛ Timoteo nkuran sɛ ɔno nso nkyerɛ nkurɔfo. (1 Kor. 4:17) Sɛnea Timoteo suaa biribi fii Paul hɔ no, yɛn nso yebetumi asua biribi afi anuanom a wɔn ho akokwaw hɔ. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn. Bere biara a wobɛkɔ asɛnka no, srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo. Yehowa honhom kronkron na ɛma yɛn tumi. Enti sɛ ammoa yɛn a, yɛn mu biara nni hɔ a obetumi de ɔno ara n’ahoɔden ayɛ biribi. (Dw. 127:1; Luka 11:13) Sɛ wode w’abisade reto Yehowa anim a, ka ade pɔtee a worehwehwɛ. Wubetumi asrɛ no sɛ ɔnkyerɛ wo kwan nkɔ wɔn a wɔfata na wɔpɛ sɛ wɔte n’asɛm no nkyɛn. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛpɛ bere de yɛ kokoam adesua. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Monsesa mo adwene mfa nyɛ mo ho foforo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu nea Onyankopɔn pɛ.” (Rom. 12:2) Sɛ yegye tom paa sɛ nea yɛasua afa Onyankopɔn ho no ne nokware no a, ɛbɛma yɛde ahotoso aka ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. w21.05 18 ¶14-16
Memeneda, July 15
Mo brɛ renyɛ ɔkwa Awurade mu.—1 Kor. 15:58.
Ebia wowɔ Bible suani bi. Woyɛ nea wubetumi biara kyerɛkyerɛ no yiye, na daa wobɔ mpae ma no. Nanso ɔmfa nea ɔresua no nyɛ adwuma, enti wuhu sɛ ehia sɛ wugyae adesua no yɛ. Anaa ebia w’ankasa wommoaa obiara ma onnyaa nkɔso mmɔɔ asu da. Sɛ saa a, ɛsɛ sɛ ɛhaw wo na wunya adwene sɛ gyama Yehowa ani nsɔ adwuma a woreyɛ no anaa? Wo de, hwɛ nea yɛyɛ a ɛma Yehowa hu sɛ yɛn som adwuma no rekɔ yiye. Yehowa hwɛ yɛn mmɔdenbɔ ne animia a yɛde yɛ ne som adwuma no. Sɛ ɔdɔ kanyan yɛn ma yɛyere yɛn ho ka asɛmpa no, na sɛ nkurɔfo tie oo, wɔantie oo, Yehowa de, ohu no sɛ yɛn som adwuma no rekɔ yiye. Paul kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn nyɛ obi a ɔnteɛ, enti ne werɛ remfi mo adwuma ne sɛnea moasom akronkronfo na moda so som wɔn de kyerɛ sɛ modɔ ne din no.” (Heb. 6:10) Sɛ mmɔden a yɛrebɔ nyinaa akyi no nkurɔfo antie mpo a, Yehowa de ɔkae yɛn mmɔdenbɔ ne ɔdɔ a yɛda no adi no. Enti, asɛm a Paul kaa wɔ ɛnnɛ daa asɛm no mu no, ɛfa wo nso wo ho. w21.10 25 ¶4-6
Kwasida, July 16
Wɔn a Agya no de wɔn ama me nyinaa bɛba me nkyɛn, na nea ɔba me nkyɛn no, merempam no da.—Yoh. 6:37.
Yesu daa ɔdɔ ne ayamye adi kyerɛɛ n’asuafo no. Ná onim sɛ ɛsono obiara tebea ne ne dom akyɛde. Enti ɛsono adwuma a obiara betumi ayɛ no yiye; asɛnka adwuma no nso, ɛsono nea obiara betumi ayɛ. Nanso nea na wɔn mu biara fi ne komam yɛ no, na n’ani sɔ. Sɛ yɛhwɛ dwetikɛse ho mfatoho a Yesu yɛe no a, ɛma yehu sɛ ɔte nnipa ase paa. Saa mfatoho no mu no, owura no maa akoa biara dwetikɛse sɛ ɔmfa nkɔyɛ adwuma “sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te.” Wɔkɔyɛɛ adwuma no, nkoa mmienu a na wɔbɔ wɔn ho mmɔden no baako nyaa bi sen ne yɔnko. Bere a owura no rekamfo wɔn no, asɛnkoro no ara na ɔka kyerɛɛ wɔn mu biara. Ɔkaa sɛ: “Mo, akoa pa nokwafo!” (Mat. 25:14-23) Yesu da ɔdɔ ne ayamye adi kyerɛ yɛn bere nyinaa. Onim sɛ ɛsono obiara tebea ne ne dom akyɛde, na sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu yɛ nea yebetumi a, n’ani sɔ. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho suasua sɛnea na Yesu ne afoforo di no. w21.07 23 ¶12-14
Dwoda, July 17
Meremfa me nsa nka me wura.—1Sa 24:10.
Ɛnyɛ bere nyinaa na Ɔhene Dawid huu nkurɔfo mmɔbɔ. Ɛho nhwɛso ne nea ɛkɔɔ so wɔ ɔne Nabal ntam no. Ná Nabal asɛm mfa kwan mu koraa. Dawid somae sɛ wonkogye aduan kakra wɔ ne nkyɛn mmrɛ ɔne ne mmarima no, nanso Nabal didii wɔn atɛm pɔtɔɔ pam wɔn ma wɔde nsapan kɔe. Bere a Dawid tee asɛm no, ne bo fuwii paa na ɔyɛe sɛ ɔbɛkɔ akokum Nabal ne mmarima a ɛwɔ ne fie nyinaa. Sɛ ɛnyɛ sɛ Nabal yere Abigail a na ɔwɔ abotare na ne yam ye no yɛɛ asɛm no ho biribi ntɛm a, anka Dawid dii mogya ho fɔ.(1 Sam. 25:9-22, 32-35) Hyɛ no nsow sɛ bere a Dawid bo fuwii no, ɔkaa sɛ Nabal ne ne mmarima no nyinaa fata owu. Akyiri yi nso, Dawid kaa sɛ ɛsɛ sɛ wokum osikani a na ɔwɔ Natan mfatoho no mu no. Nhwɛso a ɛto so mmienu yi mu no, yenhu nea enti a ɔbarima a yenim no sɛ ɔwɔ ayamhyehye sɛɛ bebu atɛn atirimɔden so saa. Ma yɛnhwɛ nea na ɛrekɔ so wɔ Dawid asetenam saa bere no. Ná Dawid ahonim reteetee no. Sɛ obi bu atɛn a ano yɛ hyew a, ɛkyerɛ sɛ ɔne Yehowa ntam asɛe. w21.10 12 ¶17-18; 13 ¶20
Benada, July 18
Monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.—1 Pet. 1:16.
Ɛnnɛ daa asɛm no ma yehu sɛ yebetumi asuasua Yehowa a ɔyɛ kronkron sen obiara no. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ kronkron wɔ yɛn nneyɛe nyinaa mu. Nanso esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, anhwɛ a yɛbɛka sɛ yɛrentumi nyɛ. Ɔsomafo Petro ankasa dii mfomso pii, nanso ne nhwɛso no kyerɛ sɛ yebetumi ayɛ kronkron. Sɛ yɛka obi a ɔyɛ kronkron a, nea ɛba nnipa pii adwene mu ne obi a ɔhyɛ asɔfotaade a waka n’anim asi a daa wayɛ ne ho sɛ ɔsoro abɔfo. Nanso ɛnyɛ ɛno na ɛkyerɛ sɛ obi yɛ kronkron. Bible ka Yehowa a ɔyɛ kronkron no ho asɛm sɛ ɔyɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Tim. 1:11) Wɔn a wɔsom no no, Bible ka wɔn ho asɛm sɛ wɔwɔ “anigye.” (Dw. 144:15) Yesu kasa tiaa nnipa a wɔhyɛ ntaade soronko na wɔyɛ wɔn trenee wɔ nnipa anim no. (Mat. 6:1; Mar. 12:38) Nokware Kristofo de, nea Bible ka no na ɛma yehu nea ɛkyerɛ sɛ obi yɛ kronkron. Yenim paa sɛ yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no remma yɛn ahyɛde bi a yɛrentumi nni so da. w21.12 2 ¶1, 3
Wukuda, July 19
Fa wo koma nyinaa . . . dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.—Mar. 12:30.
Onyankopɔn ayi ne yam ama yɛn nneɛma pii. Ɛkame ayɛ sɛ emu baako a ehia paa ne sɛnea yetumi som no no. Nea yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa ne sɛ “yebedi n’ahyɛde so.” (1 Yoh. 5:3) Ahyɛde a Yehowa pɛ sɛ yedi so no, emu baako ne nea ɔnam Yesu so hyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nkurɔfo asuafo na yɛmmɔ wɔn asu no. (Mat. 28:19) Bio nso, ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnnodɔ yɛn ho. (Yoh. 13:35) Wɔn a wɔyɛ aso tie Yehowa no, ɔbɛma wɔabɛka n’asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa no ho. (Dw. 15:1, 2) Dɔ afoforo. Ɔdɔ ne Yehowa su titiriw. (1 Yoh. 4:8) Yehowa dii kan dɔɔ yɛn koraa ansa na yɛrebehu no. (1 Yoh. 4:9, 10) Sɛ yɛn nso yɛdɔ afoforo a, na yɛresuasua no. (Efe. 5:1) Seesei a wiase yi nkɔɔ n’awiei no, ade baako a eye paa a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ nkurɔfo ne sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔasua Yehowa ho ade. (Mat. 9:36-38) Sɛ yɛyɛ saa a, wobetumi anya hokwan abɛka Onyankopɔn abusua no ho. w21.08 5-6 ¶13-14
Yawda, July 20
‘Obiara nni hɔ a ɔwɔ ɔdɔ a ɛte sɛɛ.’—Yoh. 15:13.
Esiane sɛ Yesu dɔ Yehowa paa nti, ɔyɛɛ nea n’Agya pɛ, na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn. (Yoh. 14:31) Sɛnea Yesu bɔɔ ne bra wɔ asaase so no kyerɛ sɛ, na ɔdɔ nnipa paa. Sɛ nkurɔfo sɔre tia no oo, sɛ wɔansɔre antia no oo, da biara na ɔda ɔdɔ ne ayamhyehye adi. Ade titiriw a ɔyɛ de kyerɛe sɛ ɔdɔ nkurɔfo ne sɛ, ɔkaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. (Luka 4:43, 44) Afei nso, Yesu fii ne pɛ mu huu amane, na abɔnefo kum no yayaayaw. Ɔyɛɛ wei de kyerɛe sɛ ɔwɔ ɔdɔ kann ma Onyankopɔn ne nnipa. Nea ɔyɛe no abue kwan ama yɛn nyinaa sɛ yebetumi anya daa nkwa. Yɛdɔ Yehowa, yɛn Agya a ɔwɔ soro no. Ɛno nti na yehyiraa yɛn ho so maa no, na yɛbɔɔ asu no. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu, na yɛne nnipa di no yiye de kyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɔrentumi nnɔ Onyankopɔn a onhu no no.”—1 Yoh. 4:20. w22.03 10 ¶8-9
Fida, July 21
Monhwɛ mo abrabɔ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, na momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia.—Efe. 5:15, 16.
Ɛwom, yenya bere ma Yehowa a, yɛn ani gye. Nanso ɛtɔ da a, sɛ ɛbɛyɛ, efisɛ nnwuma pii gu yɛn so. Wei nti, ebetumi ayɛ den sɛ yebenya bere de ayɛ nneɛma a yɛyɛ de som Onyankopɔn no. Adwumasɛm, asɛde a yɛwɔ wɔ yɛn abusua mu, ne nneɛma foforo a ɛho hia betumi agye yɛn bere nyinaa. Ɛba saa a, yebetumi ate nka sɛ yenni adagyew a yɛde bɛbɔ mpae, asua ade, anaa adwinnwen nea yesua no ho mpo. Ade foforo bi nso wɔ hɔ a ebetumi awia yɛn bere. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yebetumi ama nneɛma bi a ɛnhyɛ da nyɛ bɔne agye yɛn bere. Ɛba saa a, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛbɛn Yehowa. Wo de, yɛmfa nneɛma a yɛde gye yɛn ani nyɛ nhwɛso. Ɛwom ara na yɛyɛ biribi de sesa nea yɛyɛ no daa no mu a, ɛma yɛn ani gye. Nneɛma a yɛyɛ de gye yɛn ani no, sɛ ɛfata mpo a, anhwɛ a bere a yɛde yɛ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho no, ebetumi adidi akɔ mu paa. Ebewie ase no, na yenni bere mpo a yɛde bɛsom Onyankopɔn. Ehia sɛ yɛde anigyede to nea ɛda, efisɛ ɛnyɛ ɛno ne ade a ɛho hia paa.—Mmeb. 25:27; 1 Tim. 4:8. w22.01 26 ¶2-3
Memeneda, July 22
Mummu ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu no sɛ kuromanni, na monnɔ no sɛ mo ho.—Lev. 19:34.
Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo sɛ wɔnnɔ wɔn yɔnko nipa no, na ɛnyɛ sɛ ɔreka akyerɛ wɔn sɛ wɔnnɔ wɔn mfɛfo Israelfo nko ara. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnɔ ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu no nso. Ɛno na wɔaka no pefee wɔ Leviticus 19:33, 34 no. Ná ɛsɛ sɛ Israelfo no bu ɔhɔho sɛ “kuromanni, na ‘wɔdɔ no’ sɛ wɔn ho. Ɛho nhwɛso bi ni. Ná ɛsɛ sɛ Israelfo no ma ahɔho ne ahiafo nyinaa kwan ma wotumi sesaw nnɔbae ase. (Lev. 19:9, 10) Nnyinasosɛm a ɛfa sɛnea yɛbɛdɔ ahɔho ho no, ɛnnɛ nso, ɛsɛ sɛ Kristofo de yɛ adwuma. (Luka 10:30-37) Yɛbɛyɛ no sɛn? Nnipa ɔpepem pii atu kɔ aman foforo so; ebi mpo a, ebi te bɛn wo. Ɛho hia sɛ yɛne mmarima, mmea, ne mmofra a ɛte saa nyinaa tena fɛfɛɛfɛ. w21.12 12 ¶16
Kwasida, July 23
Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no de, adepa biara remmɔ wɔn.—Dw. 34:10.
Biribiara a yɛreyɛ no nnɛ no, sɛ yɛbɔ mmɔden hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ a, ɛbɛma yɛanya awerɛhyem paa sɛ, obetumi atwitwa agye yɛn daakye. Egye gyidi ne Yehowa mu ahotoso na yɛasrɛ kwan wɔ yɛn adwumawura hɔ akɔ ɔmantam anaa ɔmansin nhyiam. Afei nso, ebia na yentumi nkɔ adesua ahorow no nyinaa anaa yennya bere pii mfa nyɛ asɛnka adwuma no. Sɛ saa a, yebehia gyidi na yɛatumi aka akyerɛ yɛn adwumawura sɛ ɔnyɛ nsakrae wɔ bere a yɛde yɛ adwuma no mu. Yɛmfa no sɛ yɛn adwumawura ampene yɛn adesrɛ no so, enti yɛn adwuma afi yɛn nsa. So yegye di paa sɛ Yehowa rennyaw yɛn, na ɔrennan n’akyi nkyerɛ yɛn da biara da, na daa ɔbɛma yɛn nsa aka nea yehia anaa? (Heb. 13:5) Anuanom a ɛwɔ bere nyinaa som adwuma no mu no, wɔn mu bebree anya osuahu a ɛma yehu sɛnea Yehowa boaa wɔn bere a na wohia ne mmoa paa no. Yehowa yɛ ɔnokwafo. Sɛ Yehowa ka yɛn ho a, ɛnsɛ sɛ yesuro nea ebesi daakye. Sɛ yɛde Ahenni no di kan wɔ yɛn asetenam nko ara de a, yɛn Nyankopɔn no remma yɛn nsa nsi fam da. w22.01 7 ¶16-17
Dwoda, July 24
Ɛnyɛ onipa na mubu atɛn ma no, na mmom Yehowa.—2 Be. 19: 6.
Ahotoso a yɛwɔ wɔ mpanyimfo no mu no, ɛho sɔhwɛ bɛn na yebetumi ahyia? Yɛmfa no sɛ obi a wɔatu no yɛ yɛn adamfo. Ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ mpanyimfo no anhwehwɛ asɛm no mu yiye, anaa ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ wɔanni asɛm no yiye sɛnea anka Yehowa bɛyɛ no. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛanya adwempa wɔ mpanyimfo no gyinaesi no ho? Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, tu a wotu obi no yɛ Yehowa nhyehyɛe. Ɛboa asafo no, na ebetumi aboa ɔbɔnefo no nso. Sɛ mpanyimfo no ma kwan ma ɔbɔnefo a onnuu ne ho no tena asafo no mu a, afoforo betumi asuasua ne subammɔne no. (Gal. 5:9) Afei nso, ɛremma onhu sɛ ne bɔne no yɛ aniberesɛm. Bio nso, ebia biribiara rempusuw no sɛ ɔnsesa n’adwene ne ne suban, na ama Yehowa asan agye no atom. (Ɔsɛnk. 8:11) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ mpanyimfo no resi gyinae sɛ wobetu obi a, wɔnyɛ no gya-so-gya-so; wɔtɔ wɔn bo ase hwehwɛ asɛm no mu kɔ akyiri paa. w22.02 5-6 ¶13-14
Benada, July 25
Ɔremmu demmire a abukaw biara mu, na ɔrennum ntamaban a ɛrefi wusiw biara.—Mat. 12:20.
Sɛ ɔpanyin bi de Bible retu obi fo, na mfiase no, onii no mpɛ sɛ ɔde afotu no yɛ adwuma a, saa bere no paa na ehia sɛ ɔpanyin no nya abotare na ɔda ayamye adi. Sɛ onii no amfa afotu no anyɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ ɔpanyin no hwɛ yiye na wamfa abufuw. Enti, sɛ ɔpanyin no rebɔ ne mpae a, nea enti a ɔde afotu no maa onii no, obetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no ma ɔnte ase, na ɔmfa nyɛ adwuma. Ebia ebehia sɛ onua a wotuu no fo no kɔda dwen asɛm no ho. Sɛ ɔpanyin no nya abotare na ɔda ayamye adi a, ɛremma onii no mfa n’adwene nkɔ ɔkwan a ɔfaa so tuu no fo no so, mmom ɔde n’adwene besi aba a ɛwom no so. Ɛsɛ sɛ bere nyinaa ɔde afotu no gyina Onyankopɔn Asɛm so. Ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛn afotu kɔ yiye kɛkɛ, na mmom yɛpɛ sɛ ɛma “koma di ahurusi” nso.—Mmeb. 27:9. w22.02 18 ¶17; 19 ¶19
Wukuda, July 26
Anidaso a ɛmma mu ntɛm no, ɛma koma yare.—Mmeb. 13:12.
Sɛ yɛbɔ mpae sɛ Yehowa mma yɛn ahoɔden na yentumi nnyina sɔhwɛ bi ano anaa yentumi nni mmerɛwyɛ bi so a, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ Yehowa rekyɛ dodo. Mpae a yɛbɔ no, ɛnyɛ ne nyinaa na Yehowa bua no ntɛm ara. Adɛn ntia? Sɛ yefi yɛn komam bɔ mpae a, ɛma ohu sɛ yɛwɔ ne mu gyidi. (Heb. 11:6) Sɛ yɛbɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnyɛ n’apɛde a, ɔpɛ sɛ ohu sɛ yɛayere yɛn ho retu yɛn adesrɛ no ho anammɔn. (1 Yoh. 3:22) Enti sɛ yɛbɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yenni subammɔne bi anaa mmerɛwyɛ bi so a, ebehia sɛ yenya abotare, na yɛyɛ nea yebetumi biara de yɛ nsakrae. Ná Yesu pɛ sɛ yɛte ase sɛ mpae a yɛbɔ no, ebi wɔ hɔ a, yɛrennya ho mmuae ntɛm ara. Enti ɔkaa sɛ: “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom, na wobebue mo. Efisɛ obiara a obisa no, ne nsa bɛka, na obiara a ɔhwehwɛ no, obehu, na obiara a ɔbɔ mu no, wobebue no.”—Mat. 7:7, 8. w21.08 8 ¶1; 10 ¶9-10
Yawda, July 27
Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara! Da mu nyinaa, ɛno na midwen ho.—Dw. 119:97.
Sɛ wubetumi ahyɛ gyidi a wowɔ wɔ wo Bɔfo no mu den a, ɛnde ɛsɛ sɛ wokɔ so sua Bible. (Yos. 1:8) Afei nso, fa w’adwene kɔ nkɔmhyɛ a ɛwɔ mu no so. Bio nso, sɛnea akyerɛwfo no mu biara asɛm ne ne yɔnko de hyia no, dwinnwen ho. Woyɛ saa a, ebetumi ahyɛ wo gyidi den na ama woahu sɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔdɔ yɛn, na ne nyansa mu dɔ na ɔyɛɛ yɛn, na ɔno na ɔma wɔkyerɛw Bible no. (2 Tim. 3:14; 2 Pet. 1:21) Sɛ woresua Onyankopɔn Asɛm a, hwɛ sɛnea afotu a ɛwom no so wɔ mfaso ma yɛn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, efi tete na Bible abɔ yɛn kɔkɔ sɛ, sɛ yɛma yɛn ani bere sika a, ebepira yɛn na ɛbɛma yɛde “yaw bebree” awowɔ yɛn ho. (1 Tim. 6:9, 10; Mmeb. 28:20; Mat. 6:24) Wei kyerɛ sɛ kɔkɔbɔ a Bible de ma yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere sika no, ɛyɛ afotu pa. Bible nnyinasosɛm afoforo nso wɔ hɔ a aboa wo anaa? Sɛ yɛkɔ so dwinnwen afotu pa a ɛwɔ Bible mu no ho a, yebehu sɛ Ɔbɔadeɛ no dɔ yɛn nti na ɔma yɛn afotu a nyansa wom saa. Yehu no saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde n’afotu ayɛ adwuma bere nyinaa. (Yak. 1:5) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn ani begye paa wɔ yɛn asetena mu.—Yes. 48:17, 18. w21.08 17-18 ¶12-13
Fida, July 28
Efisɛ Onyankopɔn nyɛ obi a ɔnteɛ, enti ne werɛ remfi mo adwuma ne sɛnea . . . modɔ ne din no.—Heb. 6:10.
Sɛ wo mfe akɔ anim a, nya awerɛhyem sɛ, biribiara a woatumi ayɛ wɔ Yehowa som mu no, ne werɛ remfi da. Wode nsi ne ahokeka aka asɛmpa no. Woafa sɔhwɛ ne abɛbrɛsɛ bebree mu, wode Bible mu afotu abɔ wo bra, na woaboa ma nkurɔfo ahu sɛ mfaso wɔ so. Woayɛ nnwuma pii a ɛho hia wɔ Yehowa asafo no mu, na woatete afoforo. Woayɛ nea wubetumi biara sɛ woremma Yehowa ahyehyɛde no nnkɔ nnyaw wo. Nsakrae biara a ɛbɛba no, woso mu de yɛ adwuma. Anuanom a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no bi no, woaboa wɔn ahyɛ wɔn nkuran. Wo nokwaredi nti, Yehowa Nyankopɔn dɔ wo paa. Ɔhyɛ bɔ sɛ “ɔrennyaw n’anokwafo”! (Dw. 37:28) Ɔma wo awerɛhyem sɛ: “Enkosi sɛ wubefuw dwen no, mɛkɔ so aturu wo.” (Yes. 46:4) Nnya adwene sɛ wo mfe akɔ anim nti, wo ho nhia Yehowa ahyehyɛde no bio. Wo ho hia paa! w21.09 3 ¶4
Memeneda, July 29
Yehowa . . . hu wɔn a wosuro no no mmɔbɔ.—Dw 103:13.
Yehowa da mmɔborɔhunu adi efisɛ ne nyansa mu dɔ paa. Bible ka sɛ ‘nyansa a efi soro no de, mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no ma.’ (Yak. 3:17) Yehowa te sɛ ɔbaatan a ɔdɔ ne mma, efisɛ onim sɛ ohu n’asomfo mmɔbɔ a, ɛbɛboa wɔn. (Yes. 49:15) Esiane sɛ Yehowa hu wɔn mmɔbɔ nti, ɛma wonya anidaso ɛmfa ho sɛ wɔtɔ sin no. Enti sɛ Yehowa nya biribi a obegyina so ada mmɔborɔhunu adi a, ne nyansa a emu dɔ nti, ɔyɛ saa. Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa da mmɔborɔhunu adi. Ne nyansa nti, sɛ ɔda mmɔborɔhunu adi, na ɛbɛkyerɛ sɛ ɔresosɔ bɔne so a, ɔnyɛ saa. Yɛmfa no sɛ Onyankopɔn somfo bi ahyɛ da sɛ obebu brabɔne. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Onyankopɔn honhom kaa Paul ma ɔkyerɛwee sɛ: “Mo ne no mmmɔ.” (1 Kor. 5:11) Abɔnefo a wonnu wɔn ho no, wotu wɔn fi asafo no mu. Ɛho hia sɛ yɛyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ anuanom a aka a wɔde nokwaredi resom Yehowa no ho ban. Afei nso, ɛno bɛkyerɛ sɛ yɛde Yehowa akwankyerɛ reyɛ adwuma. w21.10 9-10 ¶7-8
Kwasida, July 30
Onyankopɔn dɔ nea ɔde anigye kyɛ ade.—2 Kor. 9:7.
Sɛ yeyi ntoboa de boa Ahenni adwuma no a, ɛkyerɛ sɛ yɛresom Yehowa. Ná ɛnsɛ sɛ Israelfo no de nsapan kɔ Yehowa anim. (Deut. 16:16) Ná ɛsɛ sɛ obiara hwɛ ne tebea, na oyi biribi de ma Yehowa. Wɔyɛ saa a, na ɛkyerɛ sɛ nhyehyɛe biara a Yehowa ayɛ a na ɛbɛma ɔne wɔn ayɔnkofa mu ayɛ den no, wɔn ani sɔ. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa, na yɛn ani sɔ nhyehyɛe biara a wayɛ ma yetumi som no yiye no? Ɔkwan baako ne sɛ, yɛbɛhwɛ nea yɛwɔ ho ayi sika de aboa asafo a yɛwom ne wiase nyinaa adwuma no. Ɔsomafo Paul kaa ho asɛm sɛ: “Sɛ obi koma ka no sɛ onyi bi mma a, nea ɛsɔ ani ne sɛ ɔde nea ɔwɔ bɛma, na ɛnyɛ nea onni.” (2 Kor. 8:4, 12) Sɛ ntoboa a yebeyi no nyɛ ahe biara mpo, na sɛ efi yɛn koma mu a, Yehowa ani sɔ.—Mar. 12:42-44. w22.03 24 ¶13
Dwoda, July 31
Wɔn a wɔabotow no, monkyekye wɔn werɛ; wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, mommoa wɔn; munnya nnipa nyinaa ho abotare.—1 Tes. 5:14.
Ɔhaw a Yehowa nkurɔfo hyia no, mpanyimfo no rentumi nyi ne nyinaa mfi hɔ. Nanso, Yehowa pɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nea wobetumi biara hyɛ ne nguan no nkuran, na wɔbɔ wɔn ho ban. Mpanyimfo a nnwuma gu wɔn so yi, wɔbɛyɛ dɛn anya bere aboa wɔn nuanom a wohia mmoa? Ɛsɛ sɛ wodi Paul nhwɛso akyi. Paul hwehwɛɛ akwan a ɔbɛfa so akamfo ne nuanom na wahyɛ wɔn den. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo bɔ mmɔden suasua ne nhwɛso no, na woyi ɔdɔ adi kyerɛ Yehowa nkurɔfo, na wɔyɛ wɔn brɛbrɛ. (1 Tes. 2:7) Paul maa ne mfɛfo Kristofo nyaa awerɛhyem sɛ ɔdɔ wɔn, na Yehowa nso dɔ wɔn. (2 Kor. 2:4; Efe. 2:4, 5) Anuanom a ɛwɔ asafo no mu no, Paul faa wɔn sɛ ne nnamfo, na onyaa bere maa wɔn ne wɔn bɔe. Ɔkaa nea ɛhaw no ne ne mmerɛwyɛ ho asɛm pefee kyerɛɛ wɔn de kyerɛe sɛ ogye wɔn di. (2 Kor. 7:5; 1 Tim. 1:15) Nanso ɛnyɛ ɔhaw a na Paul refa mu no na na daa ɛda n’ano. Mmom, na ɔpɛ sɛ ɔboa ne nuanom. w22.03 28 ¶9-10