August
Benada, August 1
Agya fa kyɛ wɔn.—Luka 23:34.
Roma asraafo a wɔde nnadewa bobɔɔ Yesu nsam ne ne nan mu no na na ɛbɛyɛ sɛ ɔreka wɔn ho asɛm. Yesu amma ne bo amfuw wɔn a wɔtan n’ani no, na wannya wɔn ho menasepɔw. (1 Pet. 2:23) Sɛnea Yesu yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yefi yɛn pɛ mu de afoforo bɔne kyɛ wɔn. (Kol. 3:13) Ebia ebinom ne yɛn abusuafo mpo bɛsɔre atia yɛn efisɛ wonnim nea yegye di na wɔnte sɛnea yɛbɔ yɛn bra no ase. Ebia wɔbɛka atosɛm afa yɛn ho, wobegu yɛn anim ase wɔ nnipa mu, na wɔbɛsɛe yɛn nhoma anaa wɔbɛka sɛ wobepira yɛn mpo. Ɛba saa a, yɛremfa wɔn a wɔretan yɛn ani no ho abufuw nhyɛ yɛn mu, na mmom yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ommue wɔn ani na daakye wɔahu nokware no. (Mat. 5:44, 45) Ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛde nkurɔfo bɔne bɛkyɛ wɔn, ɛnkanka bere a wɔne yɛn anni no yiye no. Nanso sɛ yɛde nkurɔfo ho abufuw hyɛ yɛn mu na yɛamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn a, yɛn ara na ebepira yɛn. (Dw. 37:8) Sɛ yɛde nkurɔfo bɔne kyɛ wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛnhwɛ nneɛma bɔne a wɔde ayɛ yɛn no mfa wɔn ho abufuw nhyɛ yɛn mu.—Efe. 4:31, 32. w21.04 8-9 ¶3-4
Wukuda, August 2
Mpɛn pii na . . . wɔmaa ne werɛ howee.—Dw. 78:40.
Wɔatu obi a wodɔ no afi asafo no mu anaa? Ɛba saa a, ebetumi atwa wo nsono mu! Bere a abɔfo a wɔka Yehowa abusua ho tew ne so atua no, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yehowa dii awerɛhow! (Yuda 6) Afei nso, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ odii yaw bere a Israelfo a ɔdɔ wɔn no tew ne so atua mpɛn pii no. (Dw. 78:41) Enti nya awerɛhyem sɛ, sɛ obi a wodɔ no gyae Yehowa som a, yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no nso di awerɛhow. Awerɛhow a woredi no, ɔte ase. Nkuranhyɛ ne mmoa biara a wuhia no, ne mmɔborɔhunu nti ɔde bɛma wo. Sɛ awofo bi ba a wɔdɔ no gyae Yehowa som a, mpɛn pii no, ɛyɛ a awofo no bisa wɔn ho sɛ, ‘Ɛdɛn koraa na anka ɛsɛ sɛ yɛyɛ de boa yɛn ba no a yɛanyɛ nti, wafi nokware no mu yi?’ Onua bi kaa sɛ: “Me ara na mama aba saa. Mesosoo ho dae bɔne.” Onuawa bi a ɔno nso hyiaa ɔhaw koro no ara di abooboo sɛ: “Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛna yɛ a manyɛ? Nokware no a ɛsɛ sɛ mede dua me ba no mu no, ɛyɛɛ me sɛ manyɛ no yiye.” w21.09 26 ¶1-2, 4
Yawda, August 3
Wohui sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma, na wɔnyɛ nnipa titiriw biara.—Aso. 4:13.
Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ Yehowa Adansefo nkɔɔ asɔfodi sukuu a agye din, enti wɔrentumi nkyerɛkyerɛ Bible. Nanso ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ nokware a ɛwɔ asɛm biara mu yiye. Saa na Luka a ɔkyerɛw Luka Asɛmpa no sii n’adwene pi sɛ ɔbɛyɛ. Ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛhwehwɛ “nneɛma nyinaa mu pɛpɛɛpɛ afi mfiase.” Wɔn a wɔbɛkenkan ne nhoma no, na ɔpɛ sɛ wohu sɛ nsɛm a wɔate afa Yesu ho no “yɛ nokware.” (Luka 1:1-4) Yudafo a na wɔwɔ Beroia no, na wɔte sɛ Luka. Bere a wodii kan tee Yesu ho asɛmpa no, wɔhwehwɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu hwɛe sɛ nea wɔate no yɛ nokware anaa. (Aso. 17:11) Enti ɛnnɛ, sɛ nkurɔfo te Bible mu asɛm bi a, saa ara na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ mu hu nokware a ɛwom. Nea Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ wɔn no, ɛsɛ sɛ wɔde toto nea Bible no ka ho hwɛ. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ mu hu nea Yehowa Adansefo atumi ayɛ wɔ yɛn bere yi so. Sɛ wɔhwehwɛ nsɛm no mu yiye a, wɔremma nea nkurɔfo keka anaa nea wɔatete nsɛe wɔn adwene. w21.05 3 ¶7-8
Fida, August 4
Mummue mo komam kɛse.—2 Kor. 6:13.
Obi wɔ mo asafo mu a wubetumi asom no hɔho anaa? Bere pɔtee bi wɔ hɔ a, sɛ yenya bere ma yɛn mfɛfo Kristofo a, wɔn ani begye paa. Anuanom a wɔn abusuafo nni asafo no mu no, sɛ abusuafo no redi wɔn afahyɛ bi a, ebetumi ayɛ den ama wɔn. Ebinom nso de, sɛ da a wɔn dɔfo bi wui du so a, ɛyɛ a wotumi di awerɛhow paa. Sɛ yenya bere ma yɛn nuanom a wɔrefa ɔhaw a ɛte saa mu a, yɛma wohu sɛ ‘yɛayi yɛn yam’ paa na ɛreboa wɔn. (Filip. 2:20) Nneɛma a ebetumi ama Kristoni bi ate nka sɛ wɔayɛ ankonam no dɔɔso. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ biribiara a yɛrefa mu no, Yehowa nim. Mpɛn pii no, ɔfa yɛn nuanom Kristofo so ma yɛn nsa ka nea yehia. (Mat. 12:48-50) Yɛn nso, sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara boa yɛn nuanom Kristofo a, na yɛreka akyerɛ Yehowa sɛ nhyehyɛe pa a wayɛ ama yɛn no, yɛn ani sɔ. Sɛ ɛtɔ da na yɛte nka sɛ yɛayɛ ankonam a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnkaa yɛn nko ara efisɛ Yehowa ka yɛn ho bere nyinaa! w21.06 12-13 ¶18-20
Memeneda, August 5
Munkura abrabɔ pa mu wɔ amanaman no mu, na sɛ wɔbɔ mo sobo sɛ moyɛ abɔnefo a, wobehu mo nnwuma pa adi ho adanse, na wɔnam so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.—1 Pet. 2:12.
Bere a Yesu reka asɛmpa no, ɛnyɛ obiara na na n’ani gye ho, nanso ɔkɔɔ so de anigye kaa asɛm no. Ɛdɛn na ɛboaa no? Ná onim sɛ ehia paa sɛ nkurɔfo te nokware no ho asɛm, enti na ɔpɛ sɛ nnipa pii nya hokwan te Ahenni no ho asɛm. Ná onim nso sɛ ebinom wɔ hɔ a sɛ ɛnnɛ wɔantie mpo a, akyiri yi wobetie. Wo de, yɛnhwɛ ɔno ara n’abusuafo. Mfe mmiɛnsa ne fã a Yesu de yɛɛ ne som adwuma no nyinaa, ne nua biara nni hɔ a ɔbɛyɛɛ ne suani. (Yoh. 7:5) Nanso ne wusɔre akyi no, wɔbɛyɛɛ Kristofo. (Aso. 1:14) Bible mu nokwasɛm a yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo no, yennim wɔn a wobegye atom daakye. Ebinom wɔ hɔ a, egye bere tenten ansa na wɔagye nokware no. Wɔn a wontie yɛn no mpo, wohu sɛ yɛwɔ suban pa na yɛde anigye na ɛka asɛm no. Wei tumi ka wɔn ma akyiri yi wofi ase hyɛ “Onyankopɔn anuonyam.” w21.05 18 ¶17-18
Kwasida, August 6
Sɛ mokɔ a, monka sɛ: “Ɔsoro Ahenni no abɛn.”—Mat. 10:7.
Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔmaa n’akyidifo no adwuma bi a ɛwɔ afã mmienu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka Ahenni no ho asɛmpa, na ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛyɛ no. (Luka 8:1) Nea Yesu yɛ de boaa n’asuafo no ne sɛ, ɔma wohuu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a nkurɔfo atie anaa wɔantie Ahenni ho asɛmpa no. (Luka 9:2-5) Afei nso, bere a ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wobedi “amanaman nyinaa adanse” no, na ɔrema wɔahu baabi a wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no akodu. (Mat. 24:14; Aso. 1:8) Ɛno da nkyɛn a, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ, wɔnkyerɛkyerɛ wɔn a wobetie asɛmpa no ma wonni nea wahyɛ nyinaa so. Yesu kyerɛe sɛ n’akyidifo no bɛyɛ adwuma a ɛho hia yi ‘akosi wiase yi awiei bere.’ (Mat. 28:18-20) Afei nso, adiyisɛm a Yesu de maa Yohane no mu no, ɔma ɛdaa adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ n’asuafo nyinaa boa nkurɔfo ma wosua Yehowa ho ade.—Adi. 22:17. w21.07 3 ¶3-4
Dwoda, August 7
Mommma yɛn mu biara mmma ne ho so, mommma yɛne yɛn ho nnsi akan, na mommma yɛn ani mmmere yɛn yɔnko.—Gal. 5:26.
Ɛnnɛ, pɛsɛmenkominya nti nnipa bebree ne wɔn ho si akan. Mfaso bɔne nti, aguadifo bebree fa ɔkwammɔne so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtɔ wɔn ade asen wɔn mfɛfo aguadifo. Sɛ nkurɔfo rebɔ bɔɔl a, obi tumi hyɛ da twa ne yɔnko pira no sɛnea ɛbɛyɛ a ne kuw mufo bedi nkonim. Sɛ obi repɛ suapɔn a agye din akɔ a, sɔhwɛ a wɔyɛ de fa nkurɔfo no, otumi wia mu. Kristofo de, yenim sɛ saa suban no nyinaa nye. Ɛka “ɔhonam nnwuma no” ho. (Gal. 5:19-21) Nanso, ebia ebetumi aba sɛ Yehowa asomfo binom ne wɔn ho si akan wɔ asafo no mu a wonnim mpo. Wei yɛ asɛm a ɛho hia, efisɛ sɛ yɛne yɛn ho si akan a, ebetumi de mpaapaemu aba asafo no mu Ɛnde, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛhwɛ mmea ne mmarima anokwafo bi a Bible ka wɔn ho asɛm a wɔne afoforo ansi akan. w21.07 14 ¶1-2
Benada, August 8
Anigye ne nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ; edu ahohia da a Yehowa begye no.—Dw. 41:1.
Ɔdɔ a enni huammɔ ka yɛn ma yefi yɛn pɛ mu boa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu. Ɛnnɛ, asafo no mufo a wɔn aba mu abu anaa wɔabotow no, anuanom a wodwen afoforo ho kɔ so ara bata wɔn ho. Wɔdɔ wɔn nuanom, na wɔayɛ krado sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi biara de aboa wɔn. (Mmeb. 12:25, ase hɔ asɛm; 24:10) Ɛno ara nso na ɔsomafo Paul kaa sɛ yɛnyɛ. Ɔkaa sɛ: “Wɔn a wɔabotow no, monkyekye wɔn werɛ; wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, mommoa wɔn; munnya nnipa nyinaa ho abotare.” (1 Tes. 5:14) Sɛ onua anaa onuawa bi abam abu a, mpɛn pii no, ade a yɛyɛ a ɛbɛboa no paa ne sɛ yɛbɛyɛ aso atie no, na yɛama no awerɛhyem sɛ yɛdɔ no. Sɛ wuyi wo yam boa Yehowa nguan a wɔsom bo ma no no bi a, ne werɛ remfi da. Mmebusɛm 19:17 ka sɛ: “Nea ɔdom mmɔborɔwa no, ɔde bɔ Yehowa bosea, na nea wayɛ no, Ɔbɛhyɛ no ananmu.” w21.11 10 ¶11-12
Wukuda, August 9
Monka nhwɛ na munhu sɛ Yehowa ye; anigye ne onipa a ɔde no yɛ ne guankɔbea.—Dw. 34:8.
Dɛn na yebetumi ayɛ nnɛ de asiesie yɛn ho ama daakye? Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ biara, na yɛma yɛn ani gye paa sɛ yɛne Yehowa afa adamfo. Sɛ yehu Onyankopɔn yiye a, ɛbɛma yɛanya awerɛhyem paa sɛ, sɛ Gog a ofi Magog no tow hyɛ yɛn so a, Yehowa bɛbɔ yɛn ho ban. Ɛnnɛ daa asɛm no ma yehu nea enti a na Dawid nim sɛ Yehowa betumi aboa no no. Daa na Dawid de ne ho to Yehowa so; Onyankopɔn nso anni no huammɔ da. Dawid yɛ aberantewaa no, ɔne Filistini Goliat, ɔbran a wakwadare akodi mu no de sii ani. Ɔka kyerɛɛ Goliat sɛ: “Ɛnnɛ yi ara, Yehowa de wo bɛhyɛ me nsa.” (1 Sam. 17:46) Akyiri yi, Dawid kɔsom Ɔhene Saul. Saul bɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ obekum no, nanso na ‘Yehowa di Dawid akyi.’ (1 Sam. 18:12) Esiane sɛ Yehowa boaa Dawid bere bi a atwam nti, na onim sɛ Yehowa betwitwa agye no wɔ sɔhwɛ a ɔrehyia no mu. w22.01 6 ¶14-15
Yawda, August 10
Onyankopɔn mma nyinaa bɔɔ ose.—Hiob 38:7.
Biribiara a Yehowa yɛ no, ɔmpere ne ho; ɔtɔ ne bo ase. Ɔyɛ saa sɛnea ɛbɛhyɛ ne din anuonyam na afoforo nso anya so mfaso. Yɛnhwɛ sɛnea Yehowa tɔɔ ne bo ase siesiee asaase no nkakrankakra maa nnipa. Bere a Bible reka ho asɛm no, ɛkaa sɛ “osusuw too hɔ,” ɔde “ne nnyinaso sisii” hɔ, na “ɔde ne ntwea so bo tim hɔ.” (Hiob 38:5, 6) Ogyee bere mpo hwɛɛ nnwuma a wayɛ. (Gen. 1:10, 12) Sɛnea Yehowa bɔɔ nneɛma nkakrankakra no, abɔfo no hui no, wohwɛ a wɔtee nka sɛn? Ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyei paa! Eduu baabi mpo de, ‘wɔbɔɔ ose.’ Dɛn na yesua fi mu? Egyee mfe mpempem pii ansa na Yehowa rebɔ ade awie, nanso bere a ɔhwɛɛ biribiara a watɔ ne bo ase abɔ no, ɔkaa sɛ “eye paa.”—Gen. 1:31. w21.08 9 ¶6-7
Fida, August 11
Mo, akoa pa nokwafo!—Mat. 25:23.
Yesu mfatoho no mu no, ná ɔbarima bi rebetu kwan. Ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔfrɛɛ ne nkoa, na ɔmaa wɔn mu biara dwetikɛse dodow bi sɛ wɔmfa nyɛ adwuma. Ɔbarima no hwɛɛ sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te, na ɔmaa akoa a odi kan no dwetikɛse nnum; ɔmaa nea ɔto so mmienu no dwetikɛse mmienu, na ɔmaa nea ɔto so mmiɛnsa no dwetikɛse baako. Akoa a odi kan, ne nea ɔto so mmienu no yeree wɔn ho de dwetikɛse a wonyae no yɛɛ adwuma, na wonyaa bi kaa ho. Nanso akoa a ɔto so mmiɛnsa no de, wamfa sika a onyae no anyɛ adwuma. Ɛno nti, owura no yii no adi. Akoa a odi kan ne nea ɔto so mmienu no antoto wɔn adwuma ase. Wɔyeree wɔn ho de sika a wonyae no yɛɛ adwuma nyaa bi kaa ho maa wɔn wura. Adwumaden a nkoa yi yɛe no, wonyaa so akatua pii. Owura no ani gyei paa, na ɔkaa mpo sɛ ɔde adwuma pii bɛhyɛ wɔn nsa! w21.08 21 ¶7; 22 ¶9-10
Memeneda, August 12
Ɛbɛsan aba bio sɛ . . . mɛwosow ɔsoro ne asaase.—Hag. 2:6.
Yehowa anya abotare paa wɔ awiei mmere yi mu. Ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe. (2 Pet. 3:9) Wama obiara anya hokwan a ɔde bɛsakra. Nanso edu baabi a, ɔrennya nnipa ho abotare bio. Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔtaa Onyankopɔn Ahenni no akyi no, nea ɛtoo Farao wɔ Mose bere so no bi bɛto no. Yehowa ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Sɛ mepɛ a, anka ebesi saa bere yi mateɛ me nsa de owuyare abɔ wo ne wo manfo, na mayi wo afi asaase so. Nanso nea enti a mama woda so te ase ni: mepɛ sɛ meda me tumi adi kyerɛ wo, na mema nkurɔfo bɔ me din asaase nyinaa so.” (Ex. 9:15, 16) Awiei koraa no, aman nyinaa behu sɛ Yehowa nkutoo ne nokware Nyankopɔn no. (Hes. 38:23) Saa ɔwosow a ɛwɔ ɛnnɛ daa asɛm yi mu no de, nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔn a wɔn suban te sɛ Farao a wɔmpɛ sɛ wogye Yehowa tumidi tom no, wɔbɛsɛe wɔn afebɔɔ. w21.09 18-19 ¶17-18
Kwasida, August 13
Mo ne wɔn a wodi ahurusi nni ahurusi; mo ne wɔn a wosu nsu.—Rom. 12:15.
Esiane sɛ wɔatu wo busuani bi nti, woredi yaw anaa? Na sɛ ɛkɔba sɛ asafo no mufo binom keka nsɛm ma yaw a woredi no yɛ kɛse nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ obiara bɛka asɛm a ɛyɛ dɛ akyerɛ yɛn. (Yak. 3:2) Yɛn nyinaa, bɔne wɔ yɛn ho, enti sɛ ebinom nhu nea wɔnka mfa nkyekye wo werɛ anaa wɔanhyɛ da na wɔka biribi ma ɛhaw wo a, mma ɛnyɛ wo nwonwa. Kae ɔsomafo Paul afotu yi: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko mpo a, ɔnkɔ so nnya ne ho abotare na obiara mfa ne yɔnko bɔne nkyɛ no korakora.” (Kol. 3:13) Abusuafo a wɔda so som Yehowa no, kɔ so ara boa wɔn. Saa bere yi paa na ɛsɛ sɛ wohyɛ wɔn nkuran na woma wohu sɛ wodɔ wɔn. (Heb. 10:24, 25) Ɛtɔ da a, nea anuanom binom yɛ nti, ɛma wɔn a wɔatu wɔn busuani bi no te nka sɛ gyama wɔn nso wɔatu wɔn. Mommma yɛnnyɛ saa da! Mmofra a wɔn awofo afi asafo no mu no, wɔn paa na ehia sɛ yɛkamfo wɔn na yɛhyɛ wɔn nkuran. w21.09 29 ¶13-14; 30 ¶16
Dwoda, August 14
Onyansafo tie, na osua nneɛma pii.—Mmeb. 1:5.
Sɛ onua a n’ani afi ne onua a ne mfe nkɔɔ anim bɔ nkɔmmɔ a, wɔn nyinaa nya so mfaso. (Rom. 1: 12) Onua a ne mfe nkɔɔ anim no adwene besi no pi sɛ Yehowa hwɛ n’asomfo anokwafo ampa, na onua a n’ani afi no nso bɛte nka sɛ wahyɛ no anuonyam. Ɛno bɛma ɔde anigye aka sɛnea Yehowa ahyira no no ho asɛm. Nipadua mu ahoɔfɛ de, sɛ obi renyin a na ɛso retew. Nanso, wɔn a wodi Yehowa nokware no de, wɔrenyin nyinaa na wɔn ahoɔfɛ no reyɛ krabɛhwɛ. (1 Tes. 1:2, 3) Adɛn nti na nea yɛreka yi yɛ nokware? Efisɛ wɔama kwan ma Onyankopɔn honhom no aboa ateɛteɛ wɔn mfe pii, na ɛno ama wɔanya suban a ɛyɛ fɛ. Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔda yɛn koma so no, sɛ yɛkɔ so ne wɔn bɔ nkɔmmɔ hu wɔn yiye, di wɔn ni, na yesua biribi fi wɔn hɔ a, yebehu sɛ ampa wɔyɛ akyɛde a ɛsom bo paa! Sɛ anuanom a ɛwɔ asafo bi mu benya anigye de asom Yehowa a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani afi ne wɔn a wɔn mfe nkɔɔ anim nyinaa, obiara di ne yɔnko ni. w21.09 7 ¶15-18
Benada, August 15
Munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn, na wɔammu mo atɛn. Na atɛn a mubu no, ɛno ara na wobebu mo.—Mat. 7:1, 2.
Momma yɛnkɔ so nsuasua yɛn Nyankopɔn a ne “mmɔborɔhunu dɔɔso” no, na yɛnhwɛ yiye na yɛne nkurɔfo anni no atirimɔden so. (Efe. 2:4) Mmɔborɔhunu nyɛ atenka bi kɛkɛ. Mmom sɛ “ayamhyehye ka obi ma ɔyɛ ade boa afoforo” a, ɛno ne mmɔborɔhunu. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de yɛn ani to fam hwehwɛ wɔn a wohia mmoa wɔ yɛn abusua mu, yɛn asafo mu, ne baabi a yɛte. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛanya nnipa bebree a yebetumi ayi mmɔborɔhunu adi akyerɛ wɔn. Obi hia awerɛkyekye anaa? Yebetumi akɔma no aduan anaa yɛayɛ biribi foforo de aboa no anaa? So yebetumi afa obi a wɔasan agye no adamfo na yɛakyekye ne werɛ? Yebetumi aka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo de akyekye wɔn werɛ anaa? (Hiob 29:12, 13; Rom. 10:14, 15; Yak. 1:27) Sɛ yɛde yɛn ani to fam a, yebehu sɛ hokwan a yɛde beyi mmɔborɔhunu adi akyerɛ nkurɔfo atwa yɛn ho ahyia. Sɛ yeyi mmɔborɔhunu adi kyerɛ nkurɔfo a, yɛn soro Agya a ɔyɛ Onyankopɔn a ne “mmɔborɔhunu dɔɔso” no, hwɛ sɛnea n’ani begye afa! w21.10 13 ¶20-22
Wukuda, August 16
Yehowa ne me Hwɛfo. Hwee renhia me.—Dw. 23:1.
Wohwɛ Dwom 23 no a, Dawid kaa nneɛma bi a ɛho hia paa ho asɛm. Esiane sɛ na Yehowa yɛ ne Hwɛfo nti, onyaa honhom fam nhyira pii. Yehowa ‘de no faa ɔkwantrenee so,’ na ɔboaa no mmere pa ne mmere bɔne nyinaa mu. Ɛwom, Dawid kaa sɛ ɔda Yehowa “adidibea a ɛhɔ wura yɛ frɔmfrɔm,” nanso na ɛno nkyerɛ sɛ ɔne ɔhaw abɔ nsianho. Ɛtɔ da a, na n’abam tumi bu te sɛ nea ɔnam “obon a emu yɛ sum kabii mu.” Afei nso, na atamfo betumi ahaw no. Nanso, esiane sɛ na Yehowa ne Dawid Hwɛfo nti, na ‘onsuro bɔne biara.’ Ɔkwan bɛn so na ‘adepa biara ammɔ’ Dawid? Ná ɔwɔ biribiara a ɛbɛboa no ama ɔne Onyankopɔn ayɔnkofa mu ayɛ den. Ná onhia honam fam nneɛma bebree na ama n’ani agye. Biribiara a Yehowa de maa no no, n’ani sɔe. Nea na ehia no paa ne Onyankopɔn nhyira ne n’ahobammɔ. Nsɛm a Dawid kyerɛwee no ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na honam fam nneɛma ammɛyɛ ade titiriw wɔ yɛn asetena mu. w22.01 3-4 ¶5-7
Yawda, August 17
‘Obiara benya n’ankasa akatua sɛnea n’ankasa adwuma te.’—1 Kor. 3:8.
Yehowa adansefo a wɔtenaa ase tete no, nkurɔfo antie asɛm a na wɔka no. Yɛhwɛ Noa sɛɛ a, ɛbɛyɛ sɛ ɔde mfe 40 anaa 50 ‘kaa trenee ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo.’ (2 Pet. 2:5) Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɔhwɛ kwan sɛ nkurɔfo betie trenee ho asɛm a ɔka no agu aso pa mu, nanso Yehowa anka sɛ biribi a ɛte saa besi. Mmom, bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛsɛ sɛ wokɔ adaka no mu, wo ne wo mma, wo yere, ne wo mma yerenom.” (Gen. 6:18) Afei nso, sɛ yɛhwɛ adaka a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ no kɛse, ne nnipa ne nneɛma a na ebetumi afa a, ɛbɛyɛ sɛ Noa hui sɛ, sɛ nnipa bi betie asɛm no mpo a, ɛbɛyɛ kakraa bi. (Gen. 6:15) Sɛnea yenim no, saa wiase bɔne no mu nipa baako mpo antie asɛm a Noa kae no. (Gen. 7:7) Adwuma a Noa yɛe no, ansɔ Yehowa ani anaa? Ɛnte saa koraa! Onyankopɔn ani so de, Noa asɛnka adwuma no kɔɔ yiye paa, efisɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, ɔyɛɛ ne nyinaa pɛpɛɛpɛ.—Gen. 6:22. w21.10 26 ¶10-11
Fida, August 18
Mekɔɔ no ma, nanso Yehowa ama maba no nsapan.—Rut 1:21.
Bere a Rut tee nea Naomi kae no, wo de hwɛ sɛnea ɔbɛte nka afa! Ná Rut ayɛ nea obetumi nyinaa aboa Naomi. Ná Rut ne no asu, wakyekye ne werɛ, na na ɔne no atwa kwantenten nna bebree. Wei nyinaa akyi no, Naomi kaa sɛ: “Yehowa ama maba no nsapan.” Asɛm a Naomi kae yi ma ɛyɛe sɛ gyama mmoa a Rut de maa no no nyinaa, na n’ani nsɔ. Ɛbɛyɛ sɛ wei hyee Rut paa! Ne nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so bataa Naomi ho. (Rut 1:3-18) Ɛnnɛ nso, sɛ onuawa bi wɔ amanehunu mu na yɛreboa no a, ebia mfiase no ɔbɛka asɛm bi ama ahaw yɛn, ɛmfa ho nea yɛayɛ ama no nyinaa. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn bo fuw. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so boa yɛn nuabea a ade ahia no no, na yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma yenhu ɔkwan pa a yɛbɛfa so akyekye ne werɛ. (Mmeb. 17:17) Sɛ wopɛ sɛ woboa onuawa bi a ohia mmoa a, ebia mfiase no, ɔbɛtwetwe ne ho. Nanso ɔdɔ a enni huammɔ bɛkanyan yɛn ama yɛayɛ nea yebetumi biara aboa no—Gal. 6:2. w21.11 11 ¶17-19
Memeneda, August 19
Monyɛ kronkron mo nneyɛe nyinaa mu.—1 Pet. 1:15.
Bible mu no, nea nsɛmfua “kronkron” ne “kronkronyɛ” kyerɛ paa ne sɛ obi abrabɔ ne ne som ho bɛtew anaa nkekaawa biara remma ho. Ebetumi nso akyerɛ biribi a wɔayi asi hɔ ama Onyankopɔn som. Enti yɛbɛka a, sɛ yɛn abrabɔ ho tew, sɛ yɛsom Yehowa wɔ ɔkwan a ɔpɛ so, na yɛne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den a, ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ kronkron. Yehowa kronkronyɛ de, ɛso bi nni. Enti yɛn a bɔne wɔn yɛn ho yi, sɛ yehu sɛ ɔpɛ sɛ ɔfa yɛn adamfo a, ɛyɛ a ɛyɛ yɛn nwonwa paa. Serafim a wɔyɛ abɔfo a wɔbɛn Yehowa ahengua no ma yehu sɛ, Yehowa ho tew, na efĩ ne nkekaawa biara nni ne ho. Wɔn mu bi kaa sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo Yehowa.” (Yes. 6:3) Esiane sɛ saa abɔfo yi yɛ kronkron nti na wotumi bɛn wɔn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no. w21.12 3 ¶4-5
Kwasida, August 20
Monhwɛ mo abrabɔ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, na momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia.—Efe. 5:15, 16.
Nea mmabun yɛ a ɛbɛma asi wɔn yiye paa no, etumi yɛ wɔn so dadwen. Sukuu mu no, akyerɛkyerɛfo bi wɔ hɔ a wɔkyerɛ nea sukuufo no betumi de asi wɔn ani so daakye. Ebia saa akyerɛkyerɛfo yi ne abusuafo a wɔnyɛ Adansefo bepiapia mmabun sɛ wɔnkɔ suapɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya adwuma pa bi ayɛ daakye. Nhomasua a ɛte saa betumi agye wɔn bere pii. Asafo no mu nso, ebia na awofo ne anuanom rehyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa wɔn bere nyinaa nsom Yehowa. Ɛba saa a, dɛn na ebetumi aboa ɔbabun a ɔdɔ Yehowa ama wasi gyinae pa? Sɛ ɔkenkan Efesofo 5:15-17 na odwinnwen ho a, ɛbɛboa no. Ɔkenkan kyerɛwsɛm yi wie a, obetumi abisa ne ho sɛ: ‘Dɛn ne “Yehowa apɛde”? Gyinae bɛn na misi a, ɛbɛsɔ Yehowa ani? Gyinae bɛn na misi a, ebetumi ama mede me bere adi dwuma yiye paa?’ Kae sɛ, “nna yi yɛ nna bɔne,” na ɛrenkyɛ wiase a Satan di so yi bɛba awiei. w22.01 27 ¶5
Dwoda, August 21
Asɛm no ara ne sɛ, na ne nua mmarima no nnye no nni.—Yoh. 7:5.
Bere bɛn na Yakobo bɛyɛɛ Yesu suani? Wonyan Yesu fii awufo mu no, “oyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo, ne afei asomafo no nyinaa.” (1 Kor. 15:7) Yi a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo no na ɛma ɔbɛyɛɛ ne suani. Asomafo no hyiaam wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem a na wɔretwɛn honhom kronkron a wɔde ahyɛ wɔn bɔ no, na Yakobo ka wɔn ho. (Aso. 1:13, 14) Akyiri yi, akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so no, Yakobo nyaa hokwan bɛkaa ho. (Aso. 15:6, 13-22; Gal. 2:9) Afei, ɛrekɔ afe 62 Y.B mu hɔ no, Onyankopɔn honhom ma ɔkyerɛw krataa kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn no. Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro oo, yɛbɛtena asaase so oo, saa krataa no mu nsɛm bɛboa yɛn. (Yak. 1:1) Abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus a na ɔwɔ asomafo no bere so no ka sɛ, Yudafo Sɔfo Panyin Ananias Akumaa na ɔma wokum Yakobo. Yakobo kɔɔ so dii nokware maa Yehowa kosii sɛ owiee ne som adwuma wɔ asaase so. w22.01 8 ¶3; 9 ¶5
Benada, August 22
Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?—Mat. 27:46.
Ade baako a yebetumi asua afi nnɛ daa asɛm no mu ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛbɔ yɛn ho ban afi nneɛma a ɛsɔ yɛn gyidi hwɛ ho. Sɛnea Yesu atamfo sɔɔ no hwɛe kosii owu mu no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ yɛn adwene sɛ, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ yewu a, yebedi nokware akosi owu mu. (Mat. 16:24, 25) Nanso yɛwɔ awerɛhyem sɛ, Onyankopɔn remma wɔnsɔ yɛn nhwɛ mmoro nea yɛn ahoɔden betumi. (1 Kor. 10:13) Ade foforo a yesua nso ne sɛ, sɛnea Yesu anyɛ bɔne biara a ohuu amane no, yɛn nso yebetumi ahu amane saa ara. (1 Pet. 2:19, 20) Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, ɛnyɛ sɛ yɛayɛ adebɔne bi nti na wɔyɛ saa, na mmom esiane sɛ yɛnyɛ wiase no fã na yedi nokware no ho adanse nti na wɔyɛ saa. (Yoh. 17:14; 1 Pet. 4:15, 16) Ná Yesu nim nea enti a Yehowa maa kwan ma ohuu amane. Nanso Yehowa asomfo anokwafo a wohyia sɔhwɛ no de, ɛtɔ da a nea enti a Yehowa maa kwan maa nsɛm bi sisii no, ɛyɛ a wɔnte ase. (Hab. 1:3) Yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu ne abotare no nim sɛ ɛnyɛ sɛ saa Kristofo no nni gyidi; mmom wohia awerɛkyekye, na ɔno nko ara na obetumi de ama wɔn.—2 Kor. 1:3, 4. w21.04 11 ¶9-10
Wukuda, August 23
Ma me mpaebɔ nyɛ sɛ aduhuam a wɔafra no yiye de aba w’anim.—Dw. 141:2.
Sɛ Yehowa begye yɛn som atom a, ɛsɛ sɛ ɛne n’atirimpɔw hyia. Afei nso, ɔdɔ ne obu a yɛwɔ ma no nti na yɛreyɛ a, ɛnde obegye atom. Yenim sɛ ɛfata sɛ yɛsom Yehowa, na yɛpɛ sɛ yɛde ɔsom a edi mu paa ma no. Ɔkwan baako a yɛfa so som Yehowa ne sɛ yɛbɛbɔ no mpae. Aduhuam a na wɔto wɔn bo ase fra no yiye a na wɔhyew wɔ ntamadan no mu ne akyiri yi asɔrefie hɔ no, Kyerɛwnsɛm no de yɛn mpaebɔ toto ho. Ná aduhuam no yi hua huamhuam a na Onyankopɔn ani gye ho. Yɛn nso, sɛ yɛbɔ mpae na yɛn nsɛm no mu mpiw mpo, na efi yɛn koma mu nko ara de a, Yehowa ‘ani gye ho.’ (Mmeb. 15:8; Deut. 33:10) Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛte sɛ yɛreka akyerɛ no sɛ yɛdɔ no, na yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no. Yehowa pɛ sɛ yɛka nea ɛhaw yɛn, nea esi yɛn ani so, ne nea ɛda yɛn koma so ho asɛm kyerɛ no. Ansa na wobɛbɔ Yehowa mpae no, adɛn nti na wonto wo bo ase nnwinnwen nea wobɛka ho? Sɛ woyɛ saa a, “aduhuam” a ɛyɛ papa paa na wobɛhyew ama wo soro Agya no. w22.03 20 ¶2; 21 ¶7
Yawda, August 24
Mo a muhu amane no de, mo ne yɛn nyinaa benya ɔhome bere a wɔada Awurade Yesu adi afi soro a n’abɔfo a wɔwɔ tumi ka ne ho.—2 Tes. 1:7.
Edu Armagedon a, ɛnyɛ yɛn na yɛbɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ Yehowa hu no mmɔbɔ ne nea ɛnsɛ sɛ ohu no mmɔbɔ. (Mat. 25:34, 41, 46) Saa bere no, yebegye Yehowa atemmu atom anaa yɛbɛma ato yɛn hintidua? Ɛda adi pefee sɛ, ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no, sɛ yɛhyɛ mu den nnɛ a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde yɛn ho ato no so koraa daakye. Wo de hwɛ sɛnea yɛbɛte nka wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu! Atorosom, aguadifo adifudepɛfo, ne amanyɔfo a wɔahyɛ nkurɔfo so ma wɔahu amane fi teteete no, wɔn nyinaa akyi bɛyera koraa. Yare, mpanyinyɛ ne adɔfo wu befi yɛn asetena mu koraa. Wɔde Satan ne ahonhommɔne no begu afiase mfe apem. Nsunsuanso bɔne a wɔn atuatew no kɔfa bae no nyinaa befi hɔ. (Adi. 20:2, 3) Saa bere no, ɛbɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yenyaa Yehowa mu ahotoso sɛ n’akwankyerɛ na ɛyɛ papa paa! w22.02 6-7 ¶16-17
Fida, August 25
Anigye ne wɔn a wɔhwehwɛ asomdwoe.—Mat. 5:9.
Yesu tuu anammɔn hwehwɛɛ asomdwoe, na ɔhyɛɛ afoforo nkuran sɛ wonsiesie wɔn ntam akasakasa biara. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ wɔpɛ sɛ Yehowa gye wɔn som tom a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ siesie wɔne wɔn nua ntam nsɛmnsɛm biara. (Mat. 5:23, 24) Ná asomafo no taa gye akyinnye wɔ wɔn mu nea ɔyɛ kɛse ho. Ne nyinaa mu no, Yesu boaa wɔn ma wosiesiee wɔn ntam. (Luka 9:46-48; 22:24-27) Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛremma akasakasa mma yɛne afoforo ntam a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ yɛpɛ asomdwoe. Ɛsɛ sɛ yetu anammɔn siesie yɛne afoforo ntam nsɛmnsɛm biara, na yɛhyɛ yɛn nuanom nkuran sɛ wɔn nso nsiesie akasakasa biara a ɛwɔ wɔne afoforo ntam. (Filip. 4:2, 3; Yak. 3:17, 18) Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Mayɛ krado sɛ mede biribiara bɛto nkyɛn na ama matumi asiesie me ne afoforo ntam anaa? Sɛ me nua bi yɛ ade ma ɛyɛ me yaw a, ɛyɛ a minya ne ho menasepɔw? Sɛ ɛyɛ me sɛ onii no na ɔkɔfaa ɔhaw no bae mpo a, ɛyɛ a midi kan tu anammɔn siesie me ne ne ntam, anaa ɛyɛ a metwɛn sɛ ɔno mmom bedi kan ayɛ saa?’ w22.03 10 ¶10-11
Memeneda, August 26
Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.—Aso. 20:35.
Efi teteete na Bible hyɛɛ nkɔm sɛ Onyankopɔn nkurɔfo “betu wɔn ho ama koraa” de asom Yehowa wɔ Yesu akwankyerɛ ase. (Dw 110:3) Ɛnnɛ, akyinnye biara nni ho sɛ, saa nkɔmhyɛ no aba mu. Afe biara, Yehowa asomfo a wɔyɛ nsi de nnɔnhwerew ɔpepem pii ka asɛmpa no. Obiara ntua wɔn ka; wofi wɔn pɛ mu na ɛyɛ. Wɔde wɔn bere no bi nso boa wɔn mfɛfo gyidifo ma wɔn nsa ka nea wohia, wɔhyɛ wɔn nkuran, na wɔboa wɔn ma wɔn gyidi nso yɛ den. Asafo mu mpanyimfo ne asomfo de bere pii siesie wɔn ho bɛkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu, na wɔsrasra anuanom nso hyɛ wɔn den. Dɛn na ɛkanyan wɔn ma wɔyɛ saa nnwuma yi nyinaa? Ɛyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa ne wɔn yɔnko nipa. (Mat. 22:37-39) Yesu dii kan yɛɛ nea afoforo hia maa wɔn de yɛɛ nhwɛso fɛfɛɛfɛ maa yɛn. Yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yebedi n’anammɔn akyi. (Rom. 15:1-3.) Wɔn a wosuasua no no benya so mfaso. w22.02 20 ¶1-2
Kwasida, August 27
Mfa ɔpaani akatua nto wo ho mma ade nkye so.—Lev. 19:13.
Tete Israel no, na kuayɛ ne adwuma titiriw. Enti sɛ obi fa ɔpaani na sɛ ɔpɔn a, saa da no ara ɛsɛ sɛ otua no ka. Sɛ obi amfa ɔpaani akatua amma no saa da no ara a, ɔne n’abusua bebua ada. Yehowa kyerɛɛ mu sɛ: “Ne ho akyere no, na n’akatua no ara ne n’anidaso.” (Deut. 24:14, 15; Mat. 20:8) Ɛnnɛ, adwumayɛfo bebree wɔ hɔ a, nnawɔtwe mmienu anaa bosome biara na wotua wɔn ka; wontua no da biara sɛnea na ɛte wɔ tete Israel no. Nanso nnyinasosɛm a ɛwɔ Leviticus 19:13 mu no da so ara yɛ adwuma. Adwumawuranom bi sisi wɔn adwumayɛfo; akatua a ɛfata sɛ wɔde ma wɔn no, ɛnyɛ saa koraa na wɔde ma wɔn. Wonim sɛ adwuma ho yɛ na, enti totɔ-biribi-di akatua biara a wɔde bɛma adwumayɛfo no, wobesom saa ara. Adwumawuranom yɛ saa a, ɔkwan bi so no, na ‘wɔde ɔpaani akatua ato wɔn ho.’ Ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔfa nkurɔfo adwumam hwɛ sɛ obetua n’adwumayɛfo ka yiye. w21.12 10 ¶9-10
Dwoda, August 28
Osukɔm de me.—Yoh. 19:28.
Yesu huu amane paa. Enti ɛbɛyɛ sɛ wei nyinaa maa osukɔm dee no paa. Ná ɔrepɛ obi a ɔbɛdom no ama no nsu anom. Yesu annya adwene sɛ, sɛ ɔka sɛ ohia biribi a, ɛyɛ bɔne. Yɛn nso, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, sɛ biribi haw yɛn na yɛka a, yɛadi mfomso. Yɛn mu bebree wɔ hɔ a, ɛyɛ den sɛ yɛbɛka akyerɛ afoforo sɛ wɔnyɛ biribi mmoa yɛn. Nanso ɛba sɛ yehia mmoa a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛsrɛ afoforo sɛ wɔmmoa yɛn. Yɛmfa no sɛ w’ani afi anaa onyin ama woayɛ mmerɛw. Ebia ebehia sɛ woma w’adamfo bi kogya wo ma wukodi gua anaa okogya wo ma wukohu dɔkota. Sɛ yɛn abam abu a, ebia ebehia sɛ yɛka yɛn asɛm kyerɛ asafo mu panyin bi anaa yɛn adamfo bi a ne ho akokwaw ma otie yɛn anaa ɔka “asɛmpa” bi de hyɛ yɛn den. (Mmeb. 12:25) Momma yɛnkae sɛ yɛn nuanom Kristofo dɔ yɛn, na wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn “ahohia da” mu. (Mmeb. 17:17) Nanso wɔrentumi nhu nea ɛwɔ yɛn adwenem. Sɛ yɛn ankasa anka ankyerɛ wɔn sɛ yehia mmoa a, ebia wɔn de, wɔrenhu. w21.04 11-12 ¶11-12
Benada, August 29
Sɛ w’aba mu bu amanehunu da mu a, w’ahoɔden bɛyɛ ketewaa bi.—Mmeb. 24:10.
Yɛn mu bebree wɔ hɔ a, sɛ nsakrae bi ba yɛn asetenam a, ɛhaw yɛn. Anuanom a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma titiriw no bi akyɛ paa no, seesei wɔn mu binom dwumadi asesa. Ebinom nso, esiane mfe a wɔadi nti, ɛsɛ sɛ wɔde hokwan bi a ɛda wɔn koma so paa to hɔ. Enti, sɛ nsakrae a ɛte saa ba yɛn asetenam na ɛhaw yɛn a, ɛyɛ ne kwan so. Sɛ yenya Yehowa adwene wɔ nsakrae a aba yɛn asetenam no ho a, ɛboa yɛn ma yetumi gyina ano yiye. Ɛnnɛ, Yehowa reyɛ nneɛma akɛseakɛse, na yɛanya hokwan soronko sɛ yɛne no bɛbom ayɛ adwuma. (1 Kor. 3:9) Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no rensesa da. Enti sɛ nsakrae bi ba ahyehyɛde no mu na ɛka wo a, mmisabisa sɛ, adɛn, ɛbaa no sɛn, ne nea ɛkeka ho. Sɛ́ anka wubedwinnwen “kan nna” no ho no, bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo na hu adepa a ɛwɔ nsakrae no mu. (Ɔsɛnk. 7:10) Ɛsɛ sɛ yenya adwempa. Sɛ yɛyɛ saa, na nsakrae bi ba yɛn asetenam mpo a, yɛbɛkɔ so anya anigye, na yɛde nokwaredi asom Yehowa. w22.03 17 ¶11-12
Wukuda, August 30
Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a . . . ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ nnipa mpempem.—Ex. 34:6, 7.
Henanom na Yehowa yi ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn? Bible ka sɛ yebetumi adɔ nneɛma bebree. Ebi ne “mmara,” “nteɛso,” “nimdeɛ,” “nkwa” ne “wiase.” (Dw. 119:97; Mmeb. 12:1; 1 Pet. 3:10; 1 Yoh. 2:15) Nanso, ɔdɔ a enni huammɔ de, wɔnna no adi nkyerɛ nneɛma; nnipa nko ara na woyi no adi kyerɛ wɔn. Nanso ɛnyɛ obiara kɛkɛ na Yehowa yi ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ no. Mmom, oyi no adi kyerɛ wɔn a wɔne no wɔ ayɔnkofa soronko. Yɛn Nyankopɔn di ne nnamfo nokware. Wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biribi papa bi ama wɔn, na ɔrenni wɔn huammɔ da. Yehowa ada ɔdɔ adi akyerɛ adasamma. Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima bi a ɔde Nikodemo sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase [adasamma] paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no ansɛe, na mmom wanya daa nkwa.”—Yoh. 3:1, 16; Mat. 5:44, 45. w21.11 2 ¶3; 3 ¶6-7
Yawda, August 31
Sɛ mumia mo ani gyina mu a, mubenya nkwa.—Luka 21:19.
Wiase yi mu asetena yɛ den, na ebia nea yebehyia daakye mpo bɛkyɛn. (Mat. 24:21) Yɛn yam a, anka da a saa ɔhaw yi nyinaa befi hɔ no aba ama yɛn ho atɔ yɛn! Saa bere no, yɛrenkae nea yɛafa mu no bio, na ɛrensi nso bio. (Yes. 65:16, 17) Enti ehia paa sɛ yɛkɔ so hyɛ yɛn sapɔw mu nsu. Adɛn ntia? Efisɛ Yesu kaa sɛ: “Sɛ mumia mo ani gyina mu a, mubenya nkwa.” (Luka 21:19) Ɔhaw a yɛrefa mu no, ebinom nso refa mu bi. Enti sɛ yɛhwɛ sɛnea wɔatumi agyina mu no a, ɛbɛboa yɛn ma yɛn nso yɛatumi amia yɛn ani agyina mu. Hena na wafa ɔhaw mu sen obiara? Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn. Ɛyɛ wo nwonwa anaa? Ebetumi ayɛ wo nwonwa. Nanso sɛ wususuw ho kɔ akyiri a, wubehu sɛ ɛyɛ nokware. Wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi, Ɔbonsam na odi so. Yehowa betumi ayi ɔhaw no nyinaa afi hɔ seesei ara, nanso ɔretwɛn akosi sɛ bere a wahyɛ no bɛso. (Rom. 9:22) Enkosi sɛ bere a wahyɛ no bɛso no, yɛn Nyankopɔn no bɛkɔ so ara anya abotare agyina ano. w21.07 8 ¶2-4