Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es23 kr. 88-97
  • September

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • September
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2023
  • Nsɛmti Nketewa
  • Fida, September 1
  • Memeneda, September 2
  • Kwasida, September 3
  • Dwoda, September 4
  • Benada, September 5
  • Wukuda, September 6
  • Yawda, September 7
  • Fida, September 8
  • Memeneda, September 9
  • Kwasida, September 10
  • Dwoda, September 11
  • Benada, September 12
  • Wukuda, September 13
  • Yawda, September 14
  • Fida, September 15
  • Memeneda, September 16
  • Kwasida, September 17
  • Dwoda, September 18
  • Benada, September 19
  • Wukuda, September 20
  • Yawda, September 21
  • Fida, September 22
  • Memeneda, September 23
  • Kwasida, September 24
  • Dwoda, September 25
  • Benada, September 26
  • Wukuda, September 27
  • Yawda, September 28
  • Fida, September 29
  • Memeneda, September 30
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2023
es23 kr. 88-97

September

Fida, September 1

Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛnkyerɛnne bi a efi soro nkyerɛ wɔn.—Mat. 16:1.

Ná Yesu nim nkyerɛkyerɛ paa, nanso ne bere sofo no bi wɔ hɔ a, na wɔrepɛ biribi foforo aka ne nkyerɛkyerɛ no ho. Nanso esiane sɛ wanyɛ sɛnkyerɛnne a wɔkaa sɛ ɔnyɛ no nti, ɛtoo wɔn hintidua. (Mat. 16:4) Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka? Odiyifo Yesaia kyerɛw Mesia no ho asɛm sɛ: “Ɔrenteɛm na ɔremma ne nne so, na ɔremma obiara nte ne nne wɔ abɔnten so.” (Yes. 42:1, 2) Yesu amfa n’asɛnka adwuma no anhwehwɛ anuonyam. Wansisi asɔredan akɛse, na wanhyɛ ntaade soronko te sɛ nyamesom mpanyimfo no. Afei nso, wanka sɛ nkurɔfo mfa nyamesom mu abodin akɛse mfrɛ no. Bere a wɔredi Yesu asɛm no, wanyɛ sɛnkyerɛnne biara wɔ Ɔhene Herode anim amfa ansɔ n’ani. (Luka 23:8-11) Ampa, Yesu yɛɛ anwonwade, nanso nea na esi n’ani so paa ne sɛ ɔbɛka asɛmpa no. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Eyi nti na mebae.”—Mar. 1:38. w21.05 4 ¶9-10

Memeneda, September 2

Sɛ obi benya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ ohu wo a woyɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ no, na ohu Yesu Kristo a wosomaa no no nso.—Yoh. 17:3.

Yɛrehwehwɛ wɔn a wɔwɔ “koma pa a ebetumi ama wɔanya daa nkwa.” (Aso. 13:48) Sɛ yebetumi aboa saa nkurɔfo yi ama wɔabɛyɛ asuafo a, nea wɔresua fi Bible mu no, ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma (1) wɔte ase, (2) wogye tom, na (3) wɔde bɔ wɔn bra. (Kol. 2:6, 7; 1 Tes. 2:13) Sɛ Bible asuafo ba adesua a, obiara a ɔwɔ asafo no mu betumi ayɛ biribi de akyerɛ sɛ ɔdɔ wɔn na ama wɔn ani aka. (Yoh. 13:35) Gyidi ne nneyɛe bi a “ase atim denneennen” wɔ osuani no mu no, ebia ɛsɛ sɛ nea ɔne no sua ade no nya bere pii de boa no ma otu ase. (2 Kor. 10:4, 5) Ebia ebegye abosome pii na woatumi aboa osuani no ama wasesa n’abrabɔ na watumi abɔ asu. Nanso wo brɛ renyɛ kwa da. w21.07 3 ¶6

Kwasida, September 3

Monhwehwɛ nneɛma nyinaa mu nhwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa; na munso nea eye no mu pintinn.—1 Tes. 5:21.

Nea Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ no, yegye di paa sɛ ɛno ne nokware no? Afei nso, ɔkwan a Yehowa Adansefo fa so som Onyankopɔn nnɛ no, yegye di paa sɛ ɛno nko ara na Yehowa pene so? Ná ɔsomafo Paul gye di paa sɛ wahu nokware no. (1 Tes. 1:5) Saa gyidi no, na ɛwɔ nnyinaso. Ná Paul tɔ ne bo ase sua Onyankopɔn Asɛm no. Ná ogye di sɛ “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.” (2 Tim. 3:16) Dɛn na ohui wɔ Onyankopɔn Asɛm a osuae no mu? Paul nyaa adanse turodoo a ɛkyerɛ sɛ na Yesu ne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Saa adanse no na Yudafo nyamesom akannifo no hyɛɛ da buu wɔn ani guu so no. Ná saa nyamesomfo nyaatwomfo no kyerɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn ho nokwasɛm, nanso na wɔde wɔn nnwuma kyerɛ sɛ wɔmfa no nyɛ hwee. (Tito 1:16) Paul de, na ɔnyɛ nyaatwom, enti wanyiyi Onyankopɔn Asɛm mu; ogyee ne nyinaa dii. Ná wayɛ krado sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ “nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ nyinaa,” na ɔno ankasa nso de ayɛ adwuma.—Aso. 20:27. w21.10 18 ¶1-2

Dwoda, September 4

Obiara rentumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.—Yoh. 6:44.

Yɛn de ne sɛ yebedua na yɛagugu so nsu, nea aka no wɔ Onyankopɔn nsam. (1 Kor. 3:6, 7) Onipa biara nkwa som bo ma Yehowa. Wama yɛn hokwan sɛ yɛne ne Ba no nyɛ adwuma mfa ntwe nnipa mfi aman nyinaa mu ansa na wiase yi akɔ n’awiei. (Hag. 2:7) Asɛnka adwuma a yɛyɛ no te sɛ adwumayɛfo a wogye nkurɔfo a wɔn ho akam nkwa. Yɛayɛ sɛ adwumayɛfo bi a wɔatu wɔn sɛ wonkoyi nkurɔfo a wɔaka amena mu. Ɛnyɛ adwumayɛfo no nyinaa na wobenya obi agye no nkwa, nanso wɔn nyinaa adwuma ho hia. Saa ara na yɛn asɛnka adwuma no te. Yennim nnipa dodow a wɔbɛba abegye nokware no ansa na Satan wiase yi atwam. Nanso Yehowa betumi afa yɛn mu biara so agye wɔn nkwa. Andreas te Bolivia. Ɔkaa sɛ, “Sɛ obi sua Bible mu nokware no na ɔbɔ asu a, mihu sɛ obiara ka ho bi na ɛyɛɛ yiye.” Momma yennya saa adwene no bi, na yɛmfa anigye nyɛ yɛn asɛnka adwuma no. Sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa behyira yɛn, na asɛnka adwuma no bɛyɛ yɛn dɛ paa. w21.05 19 ¶19-20

Benada, September 5

‘Gye wo ho fi Ɔbonsam afiri mu.’—2 Tim. 2:26.

Ɔbɔmmɔfo de, ne botae nyinaa ne sɛ obenya aboa bi akum no. Ɛno nti, osunsum mfiri ahorow-ahorow sɛnea Hiob gyamserefo no mu baako mpo kae no. (Hiob 18:8-10) Sɛ ɔbɔmmɔfo bi pɛ sɛ n’afiri yi aboa bi a, dɛn na ɛyɛ a ɔyɛ? Ɔde n’ani to fam hwɛ sɛnea aboa no yɛ n’ade. Ɛhe na ne kwan da? Aduan bɛn na ɔpɛ? Afiri no mu nea ɛwɔ he na osum a, ebeyi no? Satan te sɛ ɔbɔmmɔfo a yɛreka ne ho asɛm yi. Ɔde n’ani to fam hwɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ade. Ɔhwɛ mmeae a yɛde yɛn ani kyerɛ, ne nea yɛn ani gye ho. Afei osum yɛn afiri a ogye di sɛ ebetumi ayi yɛn. Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ n’afiri no bi yi yɛn mpo a, yebetumi anya yɛn ho atetew. Afei nso Bible kyerɛ yɛn nea yɛbɛyɛ na yɛammɛn ne mfiri no koraa. Satan mfiri a ɛyɛ adwuma paa no, emu mmienu ne ahantan ne anibere. Satan de saa mfiri yi ayɛ adwuma mfe mpempem pii de ayi nkurɔfo. Ɔte sɛ nnomaayifo a wɔdɛɛdɛɛ nnomaa ma wɔkɔtɔ afiri anaa atena mu. (Dw. 91:3) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma Satan nya yɛn. Adɛn ntia? Efisɛ Yehowa ama yɛahu mfiri a Satan sunsum no.—2 Kor. 2:11. w21.06 14 ¶1-2

Wukuda, September 6

Eti so dwen a wohu wɔ trenee kwan so no, ɛyɛ ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ.—Mmeb. 16:31.

Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no som bo paa. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, dwen a ɛwɔ wɔn ti so no te sɛ ahenkyɛw. (Mmeb. 20:29) Nanso ɛnyɛ den koraa sɛ yebebu yɛn ani agu anuanom a wɔn mfe akɔ anim yi so. Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim yi som bo paa, na sɛ mmerante ne mmabaa hu no saa a, mfaso a wobenya afi wɔn hɔ no sen ahonyade koraa. Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no, Yehowa Nyankopɔn bu wɔn sɛ wɔsom bo. Onim wɔn yiye paa, na suban pa a wɔwɔ no nso, n’ani tua ne nyinaa na ɛsom bo ma no. Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim yi de mfe pii asom Yehowa ama wɔanya nimdeɛ ne osuahu pii. Enti sɛ Yehowa hu sɛ wɔde rekyerɛkyerɛ mmerante ne mmabaa a, ɛma n’ani gye. (Hiob 12:12; Mmeb. 1:1-4) Afei nso, Yehowa ani sɔ sɛnea wɔamia wɔn ani agyina sɔhwɛ mu no. (Mal. 3:16) Ɛwom sɛ yɛn nuanom yi afa abɛbrɛsɛ bebree mu, nanso gyidi a wɔwɔ wɔ Yehowa mu no akɔ so ayɛ den. Daakye ho anidaso a wɔwɔ no mu ayɛ den sen bere a wohuu nokware no foforo no. Yehowa dɔ wɔn, efisɛ seesei a ‘wɔanyinyin mpo,’ wɔda so ara bɔ ne din no dawuru.—Dw. 92:12-15. w21.09 2 ¶2-3

Yawda, September 7

Ma obiara nhwɛ sɛnea n’ankasa nnwuma te. Ɛno na obenya biribi agyina so adi ahurusi wɔ nea ɔno ara ayɛ ho.—Gal. 6:4.

Ɛwom ara a, ɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu hwɛ. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Ɛyɛ a mede me ho toto obi ansa na mahu me so mfaso? Nea enti a meyere me ho wɔ asafo no mu ne sɛ, mepɛ sɛ obiara hu sɛ me na meyɛ ade paa? Anaa mepɛ sɛ obiara hu sɛ meyɛ ade sen anuanom pɔtee bi? Anaa Yehowa a mɛsɔ n’ani nti na mereyɛ nea metumi biara no?’ Bible tu yɛn fo sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho toto afoforo. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden sen yɛn nua bi a, ebetumi ama yɛayɛ ahantan. Afei nso, sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yɛn nuanom bɔ mmɔden sen yɛn a, ebetumi ama yɛn abam abu. (Rom. 12:3) Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ yɛn ahoɔfɛ, yɛn ano a atew, anaa nim a nkurɔfo bebree nim yɛn nti na Yehowa twee yɛn baa ne nkyɛn. Mmom, esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛdɔ no na yetie ne Ba no nti na ɔtwee yɛn.—Yoh. 6:44; 1 Kor. 1:26-31. w21.07 14-15 ¶3-4

Fida, September 8

Momma wɔnkɔ so nyɛ mo adwene foforo.—Efe. 4:23.

Sɛ yebetumi asesa yɛn adwene a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae, yesua Onyankopɔn Asɛm na yedwinnwen ho. Srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo ahoɔden na woatumi akɔ so ayɛ saa nneɛma yi. Ɔbɛma ne honhom kronkron aboa wo na woamfa wo ho antoto afoforo. Afei nso, sɛ subammɔne bi te sɛ ahoɔyaw ne ahantan reyi ne ti wɔ wo koma mu a, Yehowa bɛboa wo ma woahu, na woatu ase ntɛm. (2 Be. 6:29, 30) Yehowa nim nea ɛwɔ yɛn koma mu, na onim nea yɛrefa mu nso, efisɛ onim sɛ wiase honhom ne yɛn ankasa sintɔ redi tia yɛn. Sɛ Yehowa hu sɛ yɛreyere yɛn ho ako atia saa nneɛma yi a, ɛma ɔdɔ yɛn kɛse. Sɛnea Yehowa dɔ yɛn no, ɔde toto sɛnea ɔbaatan dɔ ne ba akokoaa ho. (Yes. 49:15) Sɛ ohu sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu reyɛ nea yebetumi biara de asom no a, ɛma ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn no yɛ kɛse. Wei kyekye yɛn werɛ paa! w21.07 24-25 ¶17-19

Memeneda, September 9

Mo ne wɔn a wodi ahurusi nni ahurusi.—Rom. 12:15.

Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma biara a wɔde ahyɛ yɛn nsa wɔ Yehowa som mu a, ebetumi ama yɛn anigye ayɛ kɛse. Fa ‘wo bere nyinaa’ ka asɛmpa no, na yere wo ho yɛ asafo no mu nnwuma nyinaa bi. (Aso. 18:5; Heb. 10:24, 25) Nea yebesua wɔ adesua ase no, di kan sua no yiye na woatumi ama mmuae a ɛhyɛ nkuran. Sɛ wunya asuafo dwumadi wɔ nnawɔtwe mfinimfini adesua no ase a, ɛyɛ a siesie no yiye. Sɛ wɔde adwuma bi hyɛ wo nsa wɔ asafo no mu a, ɛyɛ a du hɔ ntɛm na kɔyɛ na mmu w’ani ngu so. Dwumadi biara a wɔde bɛma wo no, mmu no sɛ ɛmfata wo, enti wobɛyɛ no biarabiara. Yere wo ho sɛ wubehu adwuma no ani so yiye. (Mmeb. 22:29) Biribiara a yɛyɛ de som Yehowa no, sɛ woyere wo ho yɛ no yiye a, ɛbɛma wo ne Yehowa adamfofa mu ayɛ den, na ɛbɛma w’ani agye paa. (Gal. 6:4) Afei nso, hokwan bi a anka wohwɛ kwan sɛ wubenya no, sɛ afoforo nya a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wo ne wɔn bedi ahurusi.—Gal. 5:26. w21.08 22 ¶11

Kwasida, September 10

Nyansa a efi soro no de, nea edi kan, ɛho tew, ɛpɛ asomdwoe, ɛte asɛm ase, ɛyɛ asoɔmmerɛw; mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no ma, ɛnyɛ nyiyim, na ɛnyɛ nyaatwom.—Yak. 3:17.

Ɛsɛ sɛ yɛkwati ahomaso, na yɛbrɛ yɛn ho ase ma Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn. Ntini a mogya fa mu kɔ koma no mu no, yare betumi ama ayɛ den. Sɛ ɛba saa a, koma no ntumi mmɔ yiye. Saa ara na sɛ yɛyɛ ahomaso a, ɛbɛma yɛn koma ayɛ den. Ɛba saa a, ɛbɛma ayɛ den sɛ yebetie Yehowa akwankyerɛ. Farisifo no huu adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn honhom wɔ Yesu so, na ɔyɛ ne Ba. Ne nyinaa akyi no, esiane sɛ wɔmaa wɔn koma yɛɛ den nti, wɔannye anni. (Yoh. 12:37-40) Ná saa suban no nye koraa, efisɛ na ɛbɛma daa nkwa abɔ wɔn. (Mat. 23:13, 33) Hwɛ hia a ehia sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom kɔ so sesa yɛn suban, yɛn nsusuwii ne yɛn gyinaesi! Esiane sɛ na Yakobo brɛ ne ho ase nti, ɔmaa Yehowa kyerɛkyerɛɛ no. N’ahobrɛase nti, ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa. w22.01 10 ¶7

Dwoda, September 11

Monkɔ so mmisa.—Mat. 7:7.

Sɛ yɛbɔ “mpae daa” a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no betie yɛn. (Kol. 4:2) Sɛ ɛba sɛ yennya ho mmuae ntɛm mpo a, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ obebua yɛn mpae no “bere a ɛsɛ mu.” (Heb. 4:16) Ɛno nti, sɛ yɛbɔ mpae na yɛannya ho mmuae ntɛm sɛnea yɛhwɛ kwan a, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia Yehowa da. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nnipa bebree abɔ mpae mfe pii sɛ Onyankopɔn Ahenni mmɛsɛe saa wiase bɔne yi. Yesu mpo kaa sɛ yɛmmɔ wei ho mpae. (Mat. 6:10) Nanso sɛ obi ka sɛ bere a nnipa hwɛ kwan sɛ awiei no bɛba no amma nti onni gyidi wɔ Onyankopɔn mu bio a, ɛno de nyansa nnim koraa! (Hab. 2:3; Mat. 24:44) Ɛyɛ papa sɛ yɛkɔ so twɛn Yehowa na yenya gyidi sɛ obebua yɛn mpaebɔ. Awiei no bɛba bere a Yehowa ahyɛ no pɛpɛɛpɛ efisɛ “da no ne dɔn no,” Yehowa adi kan ahyɛ ato hɔ. Saa da no du a, obiara ani begye.—Mat. 24:36; 2 Pet. 3:15. w21.08 10 ¶10-11

Benada, September 12

Mommrɛ mo ho ase na mummu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.—Filip. 2:3.

Anuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔbrɛ wɔn ho ase no gye tom sɛ, nnwuma bi a na kan wotumi yɛ no, ebia seesei wɔrentumi nyɛ. Yɛmfa amansin so ahwɛfo nyɛ nhwɛso. Sɛ wodi mfe 70 a, ɛyɛ a wɔma wɔn dwumadi foforo. Nanso ɛtɔ da a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobeso mu. Hokwan a wonya de som wɔn nuanom no, na ɛda wɔn koma so paa. Nanso wogye tom sɛ adwuma no hia mogya mono, enti ehia sɛ mmerante beso mu. Enti wosuasua Lewifo a na wɔwɔ tete Israel no. Sɛ Lewini bi di mfe 50 a, na ɛsɛ sɛ ogyae ɔsom adwuma a na ɔyɛ wɔ ahyiae ntamadan no ho no. Nanso ɛno amma wɔn anigye so antew. Mmom hokwan a na wɔwɔ sɛ wobetumi aboa wɔn nuanom nkumaa no ama wɔayɛ ɔsom ntamadan no ho adwuma no, wɔde anigye soo mu. (Num. 8:25, 26) Ɛnnɛ, anuanom a wɔnyɛ amansin so ahwɛfo bio no, wɔnsrasra asafo ahorow no, nanso asafo a wɔwom no mufo nya wɔn so mfaso paa. w21.09 8-9 ¶3-4

Wukuda, September 13

Paapa, mayɛ bɔne atia Onyankopɔn ne wo. Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.—Luka 15:21.

Sɛ yɛhwɛ Luka 15:11-32 a, yehu Yesu mfatoho bi a ɛhyɛ nkuran paa wɔ hɔ. Ɔkaa ɔba desɛefo bi ho asɛm. Ɛne sɛ, aberante bi tew ne papa so atua, na ofii fie tuu kwan kɔɔ “ɔman bi so wɔ akyirikyiri.” Ɔkɔe no, ɔkɔbɔɔ ahuhubra. Nanso bere a ɛkaa n’ani no, odwen bɔne a wayɛ no ho kɔɔ akyiri. Ohui sɛ, bere a na ɔne ne papa te no, na nneɛma kɔ yiye paa. Sɛnea Yesu kae no, afei de aberante no ‘ani baa ne ho so.’ Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsan akɔ fie na wakɔsrɛ ne papa sɛ ɔmfa ne bɔne nkyɛ no. Ɛho hia paa sɛ aberante no hui sɛ wansi gyinae pa. Nanso na ɛsɛ sɛ otu ho anammɔn! Ɔba desɛefo no yɛɛ biribi de kyerɛe sɛ wanu ne ho ampa. Saa mfatoho yi nyɛ mfatoho a ɛhyɛ nkuran kɛkɛ, na mmom asuade pii wom ma asafo mu mpanyimfo. Sɛ wɔpɛ sɛ wohu sɛ obi a wayɛ bɔne a emu yɛ duru anu ne ho ampa a, nnyinasosɛm a ɛwom no bɛboa wɔn paa. w21.10 5 ¶14-15

Yawda, September 14

Mɛwosow ɔsoro ne asaase.—Hag. 2:6.

Dɛn na ɛrenwosow, anaasɛ wɔrenyi mfi hɔ? Ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ: ‘Esiane sɛ yenim sɛ yebenya Ahenni a wontumi nwosow nti, momma yɛnkɔ so nsom Onyankopɔn wɔ onyamesuro ne ahopopo mu.’ (Heb. 12:28) Sɛ ɔwosow a etwa to no ba awiei a, Onyankopɔn Ahenni no nkutoo na ɛbɛka. (Dw. 110:5, 6; Dan. 2:44) Ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yedi agorɔ! Ɛsɛ sɛ nkurɔfo kyerɛ sɛ wɔbɛtaa wiase yi akyi, na ɛde wɔn akɔ ɔsɛe mu, anaasɛ wɔbɛsesa wɔn suban ayɛ Onyankopɔn apɛde, na wɔanya daa nkwa. (Heb. 12:25) Yɛnam yɛn asɛnka adwuma no so betumi aboa nkurɔfo ma wɔakyerɛ baabi a wogyina wɔ asɛm a ɛho hia yi mu. Momma yɛnkae asɛm a yɛn Awurade Yesu kae no. Ɔkaa sɛ: “Wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa yi wɔ asaase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mat. 24:14. w21.09 18-19 ¶18-20

Fida, September 15

Merennyaw wo da, na merennan m’akyi nkyerɛ wo da biara da.—Heb. 13:5.

Asafo mu mpanyimfo, anuanom a wɔn busuani bi agyae Yehowa som no, mo na ɛyɛ mo asɛde paa sɛ mokyekye wɔn werɛ. (1 Tes. 5:14) Ansa na yebefi adesua ase no, mompɛ bere mfa nhyɛ wɔn nkuran, na yɛpɔn nso a, mommɔ mmɔden nyɛ saa ara. Monkɔsra wɔn, na mokɔ nso a, mo ne wɔn mmɔ mpae. Mo ne wɔn nkɔ asɛnka. Ɛtɔ da nso a, mubetumi ama wɔabɛka mo ho ma moayɛ abusua som. Yehowa nguan a wɔn ho aka aguaa mu no, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ma wohu sɛ wodwen wɔn ho, wɔdɔ wɔn, na wɔwɔ wɔn ho adagyew. (1 Tes. 2:7, 8) Yehowa ‘mpɛ sɛ obiara bɛsɛe; nea ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.’ (2 Pet. 3:9) Sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru mpo a, ne nkwa da so ara som bo ma Onyankopɔn. Kae sɛ Yehowa tɔɔ yɛn aboɔden. Ɔde ne Dɔba no nkwa a ɛsom bo no na ɛtɔɔ yɛn mu biara, a wɔn a wɔayɛ bɔne a emu yɛ duru nso ka ho. Yehowa ayamhyehye nti, ɔde nhyehyɛe agu akwan mu a ɛbɛma abɔnefo asan aba ne nkyɛn. Sɛnea Yesu mfatoho a ɛfa ɔba desɛefo no ho ma yehu no, Yehowa ani da so sɛ wɔbɛyɛ wɔn adwene yiye asan aba ne nkyɛn.—Luka 15:11-32. w21.09 30-31 ¶17-19

Memeneda, September 16

Ebinom ayɛ adwuma, na mo na moanya wɔn adwuma no so mfaso.—Yoh. 4:38.

Sɛ wowɔ yare bi ma enti wuntumi nyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu nso ɛ? Ne nyinaa mu no, wubetumi ama w’ani agye esiane kakra a wutumi yɛ no nti. Momma yɛnhwɛ asɛm bi a esii bere Ɔhene Dawid ne ne mmarima no kɔko gyee wɔn mmusua ne wɔn agyapade fii Amalekfo no hɔ no. Bere a wɔrekɔ no, na ne mmarima no mu 200 abrɛ paa, enti ɔma wɔhwɛɛ akyi bɔɔ nneɛma no ho ban. Nkonimdi no akyi no, Dawid kaa sɛ ɔko no mu nneɛma a wonyae no, wɔn a wɔkɔɔ ɔko no bi ne wɔn a wɔhwɛɛ akyi nyinaa, wɔnkyɛ no pɛ. (1 Sam. 30:21-25) Asuafoyɛ adwuma a yɛreyɛ no wiase nyinaa no nso, saa ara na ɛte. Sɛ woyere wo ho yɛ nea wubetumi biara wɔ asɛnka adwuma no mu a, bere biara a obi bɛba abɛsom Yehowa no, wo nso wubetumi adi ahurusi. Yehowa hu mmɔden a yɛbɔ ne adwempa a yɛde yɛ ɔsom adwuma no, na ohyira yɛn. Afei nso ɔma yehu sɛ, sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea yebetumi nyinaa wɔ otwa adwuma kɛse no mu a, yɛn ani betumi agye. (Yoh. 14:12) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛampa abaw nko ara de a, Onyankopɔn ani bɛsɔ nea yetumi yɛ no! w21.10 27-28 ¶15-17

Kwasida, September 17

Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden.—Mmeb. 20:29.

Sɛ yɛn mfe akɔ anim a, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛn ho nhia wɔ Yehowa asafo no mu sɛ kan no. Ɛwom sɛ yɛn ahoɔden so atew de, nanso nyansa ne osuahu a yɛanya no, yebetumi de aboa atete mmerante ne mmabaa ma wɔayɛ pii wɔ Yehowa som mu. Sɛ anuanom a wɔn mfe akɔ anim no pɛ sɛ wɔboa mmerante ne mmabaa a, ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase. Obi a ɔbrɛ ne ho ase no, obu afoforo sɛ wɔkyɛn no. (Filip. 2:3, 4) Anuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔbrɛ wɔn ho ase no gye tom sɛ, mpɛn pii no, akwan pii wɔ hɔ a wɔfa so yɛ biribi ma ɛyɛ yiye, a ne nyinaa nso Kyerɛwnsɛm no pene so. Enti wonnya adwene sɛ ɔkwan a na wɔfa so yɛ biribi no, saa kwan no ara na ɛsɛ sɛ obiara fa so. (Ɔsɛnk. 7:10) Ɛwom sɛ wɔwɔ osuahu pii a wobetumi de aboa nkyirimma, nanso ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ, “sɛnea wiase te no resesa.” Ɛno nti sɛ bere dan a, ɛsɛ sɛ wɔn nso dan wɔn ho.—1 Kor. 7:31. w21.09 8 ¶1, 3

Dwoda, September 18

O Yehowa, anyame no mu hena na ɔte sɛ wo? Hena na ɔte sɛ wo, wo a wo kronkronyɛ nni ano?—Ex. 15:11.

Yehowa de, ɔremma n’asomfo nyɛ biribi a ɛbɛma wɔn ho agu fĩ da. Yɛrepɛ obi a ɔyɛ kronkron paa a, Yehowa akyi no, obiara nni hɔ. Nea ɛbɛyɛ na Israelfo no akae sɛ Yehowa yɛ kronkron no, wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ ade tratraa hyɛnn bi bɔɔ ɔsɔfo panyin no moma so. Wɔkyerɛw so sɛ: “Yehowa ne Ɔkronkronni no.” (Ex. 28:36-38) Nea na wɔakyerɛw wɔ ade hyɛnn tratraa no so no maa obiara hui sɛ Yehowa yɛ kronkron ampa. Yɛmfa no sɛ biribi nti, Israelni bi ntumi mmɛn ɔsɔfo panyin no na wahu nea wɔakyerɛw wɔ ne moma so no. Ɛba saa a, ɔrenhu sɛ Yehowa yɛ kronkron anaa? Obehu! Ná mmarima, mmea ne mmofra nyinaa hyiam ma wɔkenkan Mmara no kyerɛ wɔn. Enti Israelni biara tee sɛ Yehowa yɛ kronkron. (Deut. 31:9-12) Sɛ wowɔ nhyiam no ase bi a, anka wobɛte sɛ wɔreka sɛ: “Mene Yehowa mo Nyankopɔn; . . . monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.” “Monyɛ kronkron, efisɛ me Yehowa meyɛ kronkron.”—Lev. 11:44, 45; 20:7, 26. w21.12 3 ¶6-7

Benada, September 19

Munnyae sɛ mudwinnwen ma mo ani yɛ mo totɔtotɔ.—Luka 12:29.

Ɛyɛ a nea ebinom bedi, nea wɔbɛhyɛ anaa baabi a wɔde wɔn ti bɛto tumi yɛ wɔn so dadwen. Ebia ɔman a wɔte mu no sikasɛm nkɔ yiye koraa, na adwuma ho yɛ na. Enti ebia ɛbɛyɛ den sɛ obi benya adwuma ayɛ anya sika kakra de ahwɛ n’abusua. Anaa nea ɔyɛ adwuma hwɛ abusua no, ebia na wawu. Ɛba saa a, na abusua no mufo a aka no ani atutu aka wɔn nsam. Sɛ yenya Yehowa mu ahotoso a, ɛbɛpam adwinnwen. Kae sɛ Yehowa abɔ yɛn anohoba sɛ, sɛ yɛde ne som di kan a, ɔbɛhwɛ ama yɛn nsa aka nea yehia. (Mat. 6:32, 33) Efi tete nyinaa, Yehowa adi saa bɔhyɛ no so. (Deut. 8:4, 15, 16; Dw. 37:25) Sɛ Yehowa hwɛ nnomaa ne nhwiren a, ɛnde nea yebedi ne nea yɛbɛhyɛ de, ɛnsɛ sɛ yedwinnwen ho haw yɛn ho koraa! (Mat. 6:26-30; Filip. 4:6, 7) Ɔdɔ a awofo wɔ ma wɔn mma nti, wɔhwɛ ma wɔn nsa ka nea wohia. Yɛn soro Agya no nso, ɔdɔ a ɔwɔ ma n’asomfo nti, ɔma wɔn nsa ka nea wohia. w21.12 17 ¶4-5; 18 ¶8

Wukuda, September 20

Yehowa kɔɔ so ara dii Yosef akyi, na ɔdaa ne dɔ a enni huammɔ adi kyerɛɛ no.—Gen. 39:21.

Wo nua Kristoni anaa obi foforo ayɛ ade ma ahye wo paa pɛn? Sɛ saa a, ɛnde hwɛ Yosef a ɔno ara ne nuanom ne no anni no yiye no. Ɔde n’adwene sii Yehowa som so, na esiane sɛ ɔtɔɔ ne bo ase gyinaa mu nti, Yehowa hyiraa no paa. Bere bi akyi no, Yosef tumi de wɔn a wɔne no anni no yiye no bɔne kyɛɛ wɔn, na hwɛ sɛnea Yehowa hyiraa no. (Gen. 45:5) Yɛn nso, sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye na yesuasua Yosef a, yɛbɛbɛn Yehowa, na yɛagyaw biribiara ama no. Yɛyɛ saa a, yɛn koma bɛtɔ yɛn yam. (Dw. 7:17; 73:28) Sɛ obi ne wo anni no yiye anaasɛ biribi foforo bi nti woredi yaw a, kae sɛ Yehowa bɛn “wɔn a wɔn koma abubu.” (Dw. 34:18) Esiane sɛ woanya abotare na wode w’adesoa ato no so nti, ɔdɔ wo. (Dw. 55:22) Ɔno ne asaase nyinaa temmufo. N’ani tua biribiara. (1 Pet. 3:12) Sɛ worefa ɔhaw a emu yɛ den mu na sɛ worentumi nyɛ ho hwee a, wobɛtwɛn ma Yehowa adi ho dwuma anaa? w21.08 11 ¶14; 12 ¶16

Yawda, September 21

Monkɔ so mpɛɛpɛɛ mu nhu Yehowa apɛde.—Efe. 5:17.

Nyansa wom sɛ yɛde nkwa a yɛwɔ yi bɛyɛ nea ɛbɛma Yehowa agye yɛn atom. Ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma a ehia di kan. Sɛ yebetumi de yɛn bere adi dwuma yiye a, ɛtɔ mmere bi a, nneɛma mmienu bi a mfomso nni emu biara ho no, ɛsɛ sɛ yɛpaw emu baako. Nea ɛbɛma yɛate wei ase yiye no, momma yɛnhwɛ nea esii bere bi a Yesu kɔsraa Maria ne Marta no. Ná Marta pɛ ahɔhoyɛ. Wei nti, bere a Yesu kɔsraa wɔn no, n’ani gyei paa. Enti ofii ase yɛɛ nnuan bebree a ɔde bɛsom Yesu hɔho. Saa bere no nyinaa, na ne nuabea Maria de, wakɔtena Yesu nkyɛn retie ne nkyerɛkyerɛ. Ɛwom sɛ nea na Marta reyɛ no ye, nanso Maria de, ‘ɔpaw nea ɛyɛ papa paa.’ (Luka 10:38-42, ase hɔ asɛm) Ebetumi aba sɛ bere bi akyi no, Maria werɛ fii aduan ko a wodii no saa da no. Nanso yennye nni sɛ nea osua fii Yesu hɔ no de, ne werɛ befi da. Bere kakra a Maria nya de tiee Yesu no, na ɛsom bo ma no paa. Saa ara na yɛn nso, bere a yenya ma Yehowa no som bo ma yɛn. w22.01 27 ¶5-6

Fida, September 22

Woahu sɛnea me nti Ahab abrɛ ne ho ase no?—1 Ahe. 21:29.

Ɛwom sɛ Ahab brɛɛ ne ho ase wɔ Yehowa anim, nanso nea ɔyɛe wɔ ɛno akyi no ma yehu sɛ, na n’ahonu no nyɛ papa. Wanyɛ biribiara amfa antu Baalsom ase amfi Israel. Afei nso, wammoa ne nkurɔfo no ma wɔansom Yehowa. Ahab wu akyi no, nea Yehowa ka faa ne ho no ma yehu sɛnea na ohu no. Onyankopɔn diyifo Yehu kaa sɛ ɔyɛ ‘ɔdebɔneyɛfo.’ (2 Be. 19:1, 2) Wo de susuw wei ho hwɛ: Sɛ na Ahab ahonu no yɛ papa a, anka odiyifo no anka ne ho asɛm sɛ, ɔyɛ ɔbɔnefo a ɔtan Yehowa. Wei ma yehu sɛ, ɛwom sɛ Ahab nuu ne ho kakra de, nanso wansakra. Dɛn na yebetumi asua afi Ahab asɛm no mu? Bere a Elia kaa mmusu a ɛbɛba Ahab nkyirimma so kyerɛɛ no no, mfiase no, ɔbrɛɛ ne ho ase. Ɛno yɛ anammɔn pa a odii kan tui. Nanso, akyiri yi nea ɔyɛe no ma yehu sɛ na n’ahonu no yɛ daadaakra. Wei kyerɛ sɛ, sɛ obi yɛ bɔne na ogye tom sɛ wanyɛ no yiye a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ wanu ne ho. w21.10 3 ¶4-5, 7-8

Memeneda, September 23

Wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa yi.—Mat. 24:14.

Ná Yesaia yɛ odiyifo, na ɛbɛyɛ sɛ adwuma a na adiyifo yɛ no, na ne yere nso yɛ bi, efisɛ na wɔfrɛ no “odiyifobea.” (Yes. 8:1-4) Ɛda adi pefee sɛ na Yesaia ne ne yere mfa wɔn som nni agorɔ. Ɛnnɛ nso, sɛ awarefo yɛ nea wobetumi nyinaa de som Yehowa a, ɛbɛkyerɛ sɛ Yehowa som paa na ɛho hia wɔn. Sɛ wobom sua Bible nkɔmhyɛ, na wohu sɛnea ɛbam pɛpɛɛpɛ no a, ɛbɛma ahotoso a wɔwɔ wɔ Yehowa mu no ayɛ kɛse. (Tito 1:2) Afei nso, nea wɔbɛyɛ ama Bible nkɔmhyɛ bi aba mu no, wobetumi adwinnwen ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu nkɔmhyɛ a ɛka sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa ansa na awiei no aba no, wobetumi ahwɛ nea wɔyɛ a ɛbɛma saa asɛm no aba mu. Sɛ awarefo bi hu paa sɛ Bible nkɔmhyɛ reba mu a, ɛbɛkanyan wɔn ma wɔayɛ nea wobetumi biara wɔ Yehowa som mu. w21.11 16 ¶9-10

Kwasida, September 24

Ɔka kyerɛɛ osuani no . . . sɛ: “Hwɛ! Wo maame ni!”—Yoh. 19:27.

Ná Yesu dwen ne maame ho paa; saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ okunafo. Ná Yesu dɔ Maria na na odwen ne ho paa, enti na ɔde no hyɛɛ Yohane nsa no. Ná onim sɛ Yohane bɛboa no ama wakɔ so asom Yehowa. Efi saa da no rekɔ no, Yohane de Maria yɛɛ ne maame na ɔhwɛɛ no sɛ ɔno ankasa ne maame. Hwɛ ɔdɔ mapa a Yesu daa no adi kyerɛɛ ne maame a ɔsom bo yi! Ná ne maame ayi ne yam ahwɛ no ara fi bere a ɔwoo no, na bere a ɔrewu mpo na ogyina ne nkyɛn. Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a Yesu kae no mu? Ayɔnkofa a ɛda yɛne yɛn nuanom Kristofo ntam no, emu betumi ayɛ den asen sɛnea yɛne yɛn abusuafo mpo te. Ebia yɛn abusuafo bɛtan yɛn ani anaa mpo wobeyi yɛn baako ahyɛ yɛn nsa nanso Yesu hyɛɛ bɔ sɛ, sɛ yɛkɔ so bata Yehowa ne N’ahyehyɛde no ho a, nea yɛahwere no yebenya no “mmɔho ɔha.” Yebenya anuanom bebree ama wɔde yɛn ayɛ wɔn babarima anaa wɔn babea anaa wɔbɛfa yɛn sɛ wɔn maame anaa wɔn papa. (Mar. 10:29, 30) Gyidi a anuanom wɔ ne ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa ne wɔn ho wɔn ho no, ama wɔayɛ baako. Wote nka sɛn wɔ abusua a ɛte sei a woda mu no ho?—Kol. 3:14; 1 Pet. 2:17. w21.04 9-11 ¶7-8

Dwoda, September 25

Mommma mo werɛ mmfi sɛ mobɛyɛ papa na mo ne nkurɔfo akyɛ nneɛma a mowɔ.—Heb. 13:16.

Sɛ obi wɔ ɔdɔ a enni huammɔ a, ɔde nneɛma bɔ afɔre. Efi tete besi nnɛ nyinaa, yɛn nuanom bebree afi wɔn pɛ mu ayi ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ wɔn mfɛfo gyidifo, a wɔn a wonhyiaa wɔn da mpo ka ho. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ atoyerɛnkyɛm si baabi a, ntɛm ara, wɔpɛ sɛ wohu nea wobetumi ayɛ de aboa. Sɛ asafo no muni bi kɔ ahokyere mu a, wɔntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ nneɛma pɔtee bi de aboa no. Wosuasua tete Kristofo a na wɔwɔ Makedonia no, na wɔde nneɛma bɔ afɔre. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa wɔn nuanom a ade ahia wɔn no, ‘wɔyɛ nea ɛboro wɔn ahoɔden so mpo.’ (2 Kor. 8:3) Ɛnnɛ nso, sɛ asafo mu mpanyimfo de wɔn ani to fam a, wobehu anuanom a woyi wɔn yam boa afoforo no, na wɔakamfo wɔn. Sɛ mpanyimfo no antwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobeyi wɔn yam akamfo anuanom a, ɛbɛhyɛ wɔn den ma wɔakɔ so aboa afoforo.—Yes. 32:1, 2. w21.11 11 ¶14; 12 ¶21

Benada, September 26

Yɛ aso na tie anyansafo nsɛm.—Mmeb. 22:17.

Ɛwom ara a, ehia sɛ wotu yɛn mu biara fo. Ɛtɔ da a, yɛn ankasa betu anammɔn akɔ obi a yebu no hɔ akogye afotu. Ɛtɔ mmere bi nso a, onua bi a odwen yɛn ho bɛma yɛahu sɛ anammɔn bi a yɛpɛ sɛ yetu no, ɛbɛma yɛanu yɛn ho. (Gal. 6:1) Afei nso, sɛ yedi mfomso kɛse bi a, ebehia sɛ wɔteɛ yɛn so; ɛno nso yɛ afotu. Sɛ dɛn na ɛma wotuu yɛn fo oo, sɛ dɛn na ɛma wotuu yɛn fo oo, ɛsɛ sɛ yetie. Yɛyɛ saa a, yɛn ara na ɛbɛboa yɛn, na ebetumi nso agye yɛn nkwa! (Mmeb. 6:23) Ɛnnɛ daa asɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yentie anyansafo nsɛm.’ Nyansa nni ɔbaakofo tirim; bere nyinaa, obi wɔ hɔ a ne nimdeɛ ne ne suahu boro yɛn de so. (Mmeb. 12:15) Enti sɛ yetie afotu a, ɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛkyerɛ sɛ yenim sɛ ɛnyɛ biribiara na yenim; sɛ yebetumi adu yɛn botae ho a, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ yehia afoforo mmoa. Ɔhene Solomon nyansafo no kyerɛwee sɛ: “Afotufo [anaa “agyinatufo,” ase hɔ asɛm] dodow ma nhyehyɛe yɛ yiye.”—Mmeb. 15:22. w22.02 8 ¶1-2

Wukuda, September 27

Nea ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yiye, Na obiara a ɔka ne mmarato na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.—Mmeb. 28:13.

Sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru na ogye tom sɛ wanyɛ no yiye a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ wanu ne ho ampa. Ɛsɛ sɛ ofi ne komam sesa n’adwene. Ebi ne sɛ ɔbɛtwe ne ho afi n’akwammɔne so, na wasan abɛfa Yehowa akwan so. (Hes. 33:14-16) Ade a ɛsɛ sɛ ehia ɔbɔnefo no paa ne sɛ, obesiesie ɔne Yehowa ntam. Sɛ yehu sɛ yɛn yɔnko berɛbo bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Sɛ yɛkata so a, na yɛredi no awu. Esiane sɛ Yehowa hu biribiara nti, sɛ yɛyɛ dɛn ara yɛrentumi mfa nsie. (Mmeb. 5:21, 22) Sɛ woka kyerɛ w’adamfo no sɛ mpanyimfo no pɛ sɛ wɔboa no a, na wadom no. Sɛ ɔmpɛ sɛ ɔkɔka kyerɛ mpanyimfo no a, ɛsɛ sɛ wokɔka kyerɛ mpanyimfo no. Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wopɛ paa sɛ woboa no. w21.10 7 ¶19-21

Yawda, September 28

Munnnwen mo nko ara mo ho, na mmom munnwen afoforo nso ho bi.—Filip. 2:4.

Yɛn nyinaa betumi asuasua sɛnea Yesu yii ne yam boaa nkurɔfo no. Bible ka sɛ Yesu ‘faa akoa tebea.’ (Filip. 2:7) Akoa anaa ɔsomfo a ɔda ne wura koma so no, ɔhwehwɛ hokwan a ɔde bɛyɛ nea ɛbɛsɔ ne wura ani. Esiane sɛ woyɛ Yehowa akoa na wosom wo nuanom nti, akyinnye biara nni ho sɛ, wopɛ sɛ Yehowa de wo yɛ adwuma paa, na woboa wo nuanom nso. Bisa wo ho sɛ: ‘Mewɔ ɔpɛ sɛ mede me bere anaa nneɛma bi bɛbɔ afɔre aboa afoforo? Sɛ wɔrepɛ atuhoamafo ma wɔakosiesie baabi a yɛbɛyɛ nhyiam anaa Ahenni Asa so a, ɛyɛ a meyɛ ntɛm kɔboa anaa?’ Ebia sɛnea na ɛyɛ wo sɛ wuyi wo yam boa nkurɔfo no, woabehu sɛ ehia sɛ wopagyaw mu. Nanso biribiara mpusuw wo sɛ yɛ ho biribi. Sɛ saa a, fi wo komam bɔ Yehowa mpae. Sɛnea wote nka no, ka ho asɛm kyerɛ Yehowa, na srɛ no sɛ ɔmma ‘wunnya ɔpɛ no ne ahoɔden a wode bɛyɛ n’apɛde.’—Filip. 2:13. w22.02 23 ¶9-11

Fida, September 29

Mɛma mo ho adwo mo.—Mat. 11:28.

Bere a Yesu hyiaa tebea a emu yɛ den mpo no, ɔyɛɛ nkurɔfo brɛbrɛ, na wamma n’asɛm anyɛ twann. Ɔyɛɛ wei de kyerɛe sɛ ne yam ye. (Mat. 11:29-30) Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a Foinikeni bea bi srɛɛ no sɛ, ɔnsa ne ba yare no, mfiase no, na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ, nanso bere a ohui sɛ ɔbea no wɔ gyidi kɛse no, ɔsaa ne ba no yare. (Mat. 15:22-28) Ɛwom sɛ na Yesu yam ye, nanso sɛ ehia sɛ ɔde afotu ma a, na ɔntwentwɛn ne nan ase. Ɛtɔ da a, wɔn a ɔdɔ wɔn no, na ɔde ne nan si fam teɛ wɔn so de kyerɛ sɛ ne yam ye. Ɛho nhwɛso baako ni. Bere bi a na Petro mpɛ sɛ Yesu yɛ Yehowa apɛde no, Yesu kaa n’anim wɔ asuafo no nyinaa anim. (Mar. 8:32, 33) Ɔkaa Petro anim no, na ɛnyɛ ne botae ne sɛ ɔregu n’anim ase. Mmom, na ɔde retete no na ayɛ kɔkɔbɔ ama asuafo a aka no sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ade a wɔmmaa wɔn ho kwan sɛ wɔnyɛ. Ɛnyɛ dɛn ara a, Petro ani wui, nanso nteɛso no boaa no. Sɛ wubetumi afi wo komam ada ayamye adi akyerɛ wɔn a wodɔ wɔn a, ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ wutu wɔn fo. Sɛ ehia sɛ woyɛ saa a, suasua Yesu na fa w’afotu no gyina nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu so. w22.03 11 ¶12-13

Memeneda, September 30

Momma yɛmfa no so mmɔ ayeyi afɔre mma Onyankopɔn daa, ɛno ne yɛn anofafa aba a yɛde bɔ ne din kyerɛ nkurɔfo no.—Heb. 13:15.

Yeyi Yehowa ayɛ a, ɛkyerɛ sɛ yɛresom no. (Dw. 34:1) Sɛ yɛka sɛnea yɛn ani gye Yehowa suban a ɛyɛ fɛ ne ne nnwuma ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a, ɛkyerɛ sɛ yɛreyi no ayɛ. Sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama yɛn a, ɛbɛka yɛn koma ama yɛayi no ayɛ. Sɛ yegye bere dwinnwen Yehowa papayɛ anaa nneɛma pa a wayɛ ama yɛn nyinaa ho a, bere nyinaa yebenya biribi agyina so ayi no ayɛ. Asɛnka adwuma no paa na ɛma yenya hokwan a ɛyɛ fɛ de ‘yɛn anofafa bɔ ayeyi afɔre ma Onyankopɔn.’ Sɛnea ɛsɛ sɛ yedwen nea yɛbɛka ho yiye ansa na yɛabɔ Yehowa mpae no, saa ara na sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, ɛsɛ sɛ yedwen nea yɛbɛka ho yiye ansa na yɛadi obi adanse. Yɛpɛ sɛ “ayeyi afɔre” a yɛbɔ no yɛ nea edi mu paa. Ɛno nti na yefi yɛn koma mu di nkurɔfo adanse no. w22.03 21 ¶8

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena