October
Kwasida, October 1
Anigye ne obiara a mentoo no hintidua.—Mat. 11:6.
Nea yegye di ne nea yɛkyerɛkyerɛ no gyina Bible so. Nanso ɛnnɛ, nnipa bebree ntie asɛm a yɛka no, efisɛ wɔn adwene yɛ wɔn sɛ yɛn som no mu nyɛ dɛ. Afei nso, nea yɛkyerɛkyerɛ no, ɛnyɛ ɛno na wɔrepɛ atie. Yɛbɛyɛ dɛn na biribiara anto yɛn hintidua? Ɔsomafo Paul ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔte Roma no sɛ: “Gyidi nam nea wɔte so na ɛba. Nea wɔte no nso nam Kristo ho asɛm no so na ɛba.” (Rom. 10:17) Enti ɔsom mu afahyɛ ahorow a ennyina Bible so no, sɛ ɛyɛ fɛ sɛ dɛn ara mpo wɔ nnipa ani so a, ɛnyɛ ɛno na ɛma yenya gyidi. Mmom, yesua Kyerɛwnsɛm no a, ɛno na ɛbɛma yɛanya gyidi. Ɛsɛ sɛ yenya nokware nimdeɛ na ama yɛn gyidi ayɛ den, efisɛ “sɛ obi nni gyidi a, ɔrentumi nsɔ Onyankopɔn ani yiye.” (Heb. 11:1, 6) Enti enhia sɛ yenya sɛnkyerɛnne bi fi soro na adi adanse sɛ yɛahu nokware no. Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase sua nea Bible kyerɛkyerɛ no a, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den; ɛno ara bɛma yɛahu sɛ yɛahu nokware no, na ɛremma yɛn adwenem nyɛ yɛn naa. w21.05 4-5 ¶11-12
Dwoda, October 2
Nea ato me no ama asɛmpa no anya nkɔso mmom.—Filip. 1:12.
Ɔsomafo Paul hyiaa ɔhaw pii. Bere a n’atamfo boroo no, wosiw no abo, na wɔde no too afiase no, na ohia ahoɔden paa na ɔde agyina ano. (2 Kor. 11:23-25) Paul ankasa kaa sɛ, ɛtɔ da a na ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho paa na n’aba mu ammu. (Rom. 7:18, 19, 24) Afei nso, na ɔwɔ yare bi a ɛte sɛ “ɔhonam mu nsɔe,” na na ɔpɛ paa sɛ Onyankopɔn yi fi hɔ ma no. (2 Kor. 12:7, 8) Paul hyiaa ɔhaw pii, nanso Yehowa maa no ahoɔden ma otumi kɔɔ so yɛɛ ne som adwuma no. Wo de, hwɛ nneɛma a Paul tumi yɛe no bi. Bere a wɔkaa Paul hyɛɛ fie wɔ Roma no, ɔyeree ne ho kaa asɛmpa no kyerɛɛ Yudafo mpanyimfo ne ebia aban mpanyimfo. (Aso. 28:17; Filip. 4:21, 22) Afei nso, ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Aban Awɛmfo pii. Nkurɔfo a wɔbɛsraa no nso, odii wɔn nyinaa adanse. (Aso. 28:30, 31; Filip. 1:13) Saa bere no nyinaa, Onyankopɔn maa Paul kyerɛw nkrataa pii. Saa nkrataa no boaa nokware Kristofo a wɔtenaa ase tete no, na ɛboa nokware Kristofo a yɛwɔ hɔ nnɛ nso. w21.05 21 ¶4-5
Benada, October 3
“Monnyɛ ade nntra nea wɔakyerɛw no,” na moamma mo ho so.—1 Kor. 4:6.
Ahantan nti Yuda hene Usia antie afotu, na ɔyɛɛ biribi a onni ho kwan sɛ ɔyɛ. Ná Usia bɔ ne ho mmɔden paa. Ná ɔbɔ mmɔden wɔ akodi, adansi ne kuayɛ mu. “Nokware Nyankopɔn no ma esii no yiye.” (2 Be. 26:3-7, 10) Nanso Bible ka sɛ: “Ɔyɛɛ den ara pɛ, ne koma maa ne ho so, na ɛde no kɔɔ ɔsɛe mu.” Ná Yehowa adi kan ahyɛ mmara sɛ asɔfo no nko ara na wɔwɔ hokwan sɛ wɔhyew aduhuam wɔ asɔrefie hɔ. Nanso Ɔhene Usia buu n’ani guu ahyɛde yi so kɔɔ asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam. Nea ɔhene a na ahantan adidi ne mu yi yɛe no, Yehowa ani annye ho, na ɔmaa kwata yɛɛ no. (2 Be. 26:16-21) Wohwɛ a, ahantan betumi ama nea ɛtoo Usia no bi ato yɛn anaa? Yiw, sɛ yebu yɛn ho sɛ yɛn ho hia dodo a, ebetumi ato yɛn. Momma yɛnkae sɛ ɔdom akyɛde biara anaa hokwan biara a yɛwɔ wɔ asafo no mu no fi Yehowa. (1 Kor. 4:7) Sɛ yɛyɛ ahantan a, Yehowa remfa yɛn nyɛ hwee. w21.06 16 ¶7-8
Wukuda, October 4
Munnni ahurusi sɛ ahonhom brɛ wɔn ho ase ma mo, na mmom munni ahurusi efisɛ wɔakyerɛw mo din wɔ soro.—Luka 10:20.
Ná Yesu nim sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wobenya osuahu a ɛhyɛ nkuran wɔ asɛnka adwuma no mu. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wodii kan tiee asuafo no, yennim wɔn mu dodow a wɔbɛyɛɛ Kristofo. Enti na ɛsɛ sɛ asuafo no te ase sɛ, ɛnyɛ nkurɔfo a ebetie wɔn asɛm no nko ara na ɛsɛ sɛ ɛma wɔn ani gye, na mmom nea na ɛsɛ sɛ ɛma wɔn ani gye paa ne sɛ Yehowa ani sɔ wɔn adwumaden no. Sɛ yemia yɛn ani yɛ asɛnka adwuma no a, yebenya daa nkwa. Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu gu Ahenni aba no na yɛyɛ ho adwuma a, na yɛredua no “sɛnea honhom no kyerɛ no,” kyerɛ sɛ, na yɛrema Onyankopɔn honhom kronkron no kwan ama ayɛ adwuma wɔ yɛn abrabɔ mu. Sɛ yetumi boa obi ma ohyira ne ho so ma Onyankopɔn oo, sɛ yɛantumi anyɛ saa oo, sɛ ‘yɛampa abaw’ nko ara de a, Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔbɛma yɛn daa nkwa.—Gal. 6:7-9. w21.10 26 ¶8-9
Yawda, October 5
Wɔyɛɛ no mmɔbɔ . . . Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.—Mar. 6:34.
Bere bi, Yesu ne n’asuafo no kyɛe wɔ asɛnka mu enti na wɔabrɛ paa. Ná ehia sɛ wɔkɔ baabi kɔhome kakra. Nanso nnipadɔm bi toaa wɔn. Nkurɔfo no yɛɛ Yesu mmɔbɔ, enti ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn “nneɛma pii.” Nea na nkurɔfo no refa mu no, Yesu faa no sɛ ɔno na ɔrefa mu. Ohui sɛ na wɔrehu amane paa, na na wonni anidaso biara, enti na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn. Ɛnnɛ nso saa tebea no ara na nkurɔfo wom. Mma sɛnea wuhu wɔn no nnaadaa wo. Wɔte sɛ nguan a wɔayera a wɔn ani so atan wɔn na wonni ɔhwɛfo biara. Ɔsomafo Paul kaa nnipa a wɔte saa no ho asɛm sɛ wonnim Onyankopɔn na wonni anidaso biara. (Efe. 2:12) Nnipa a wɔwɔ yɛn asaasesin mu no, sɛ yɛhwɛ sɛnea wonni Onyankopɔn ho nimdeɛ biara no a, ɔdɔ ne ayamhyehye a yɛwɔ ma wɔn no bɛkanyan yɛn ma yɛaboa wɔn. Ade a yebetumi ayɛ de aboa wɔn paa ne sɛ yɛbɛka akyerɛ wɔn sɛ yɛne wɔn besua Bible. w21.07 5 ¶8
Fida, October 6
Mommma yɛn mu biara mmma ne ho so, . . . mommma yɛn ani mmmere yɛn yɔnko.—Gal. 5:26.
Sɛ obi yɛ ahomaso a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ahantan ne pɛsɛmenkominya. Sɛ obi ani bere ade a, ɛnyɛ sɛ nneɛma a obi wɔ no, ɔpɛ kɛkɛ. Mmom, ɔpɛ sɛ ɔfa kwan bi so ma ebedi ne nsam. Wei kyerɛ sɛ, sɛ obi ani bere obi a, na ɔtan no. Ahomaso ne anibere yɛ subammɔne paa; yebetumi de saa suban yi atoto sɛnea mfɔte we nnua a wɔde akuru dan so ho. Sɛ dan no yɛ fɛ sɛ dɛn mpo na mfɔte no didi nnua a wɔde akuru so no mu a, ɛwom ara a ebebu agu mu. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛ obi resom Yehowa na ɔyɛ ahomaso anaa n’ani bere ade a, obetumi asom akodu baabi, nanso ɔbɛhwe ase. (Mmeb. 16:18) Obegyae Yehowa som, na obehu amane na aka afoforo nso. Sɛ yɛde afotu a ɔsomafo Paul de maa yɛn no yɛ adwuma a, yebetumi ako atia ahomaso. Ɔkaa sɛ: “Mommfa mansotwe anaa ahomaso nnyɛ biribiara; mmom mommrɛ mo ho ase na mummu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.”—Filip. 2:3. w21.07 15 ¶6-8
Memeneda, October 7
Asɛmpa a yɛka no, ɛnyɛ yɛn ano nko na yɛde ka kyerɛɛ mo, na mmom yɛde tumi ne honhom kronkron ne awerɛhyem a emu yɛ den nso kaa ho.—1 Tes. 1:5.
Ebinom te nka sɛ nokware som de, ɛsɛ sɛ etumi yi asɛmmisa biara ano, a nea Bible no nka ho asɛm tẽẽ mpo ka ho. Wohwɛ a ntease wom? Momma yɛnhwɛ nea ɔsomafo Paul yɛe. Ɔhyɛɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ wɔnhwehwɛ “nneɛma nyinaa mu nhwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa.” Nanso ogye toom sɛ nneɛma bebree wɔ hɔ a na ɔnte ase. (1 Tes. 5:21) Ɔkaa sɛ: “Yɛn nimdeɛ nni mu,” na ɔtoaa so sɛ, “yɛhwɛ dade ahwehwɛ mu, na yenhu nneɛma yiye.” (1 Kor. 13:9, 12) Ɛnyɛ biribiara na Paul tee ase. Yɛn nso, ɛnyɛ biribiara na yɛbɛte ase. Nanso Yehowa ho nokwasɛm atitiriw no de, na Paul nim. Nea osuae no, ɛma onyaa nea na ɛbɛma wagye adi sɛ wahu nokware no! Ahotoso a yɛwɔ sɛ yɛahu nokware no, ɔkwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so ahyɛ mu den. Ɛne sɛ, sɛnea Yehowa Adansefo som Onyankopɔn nnɛ no, yɛde bɛtoto ɔkwampa a Yesu kyerɛe sɛ yɛmfa so nsom Onyankopɔn no ho. w21.10 18-19 ¶2-4
Kwasida, October 8
Nanso sɛ obi di mfe 50 a, obefi adwumayɛfo no mu.—Num. 8:25.
Yɛn nuanom a mo mfe akɔ anim, sɛ mowɔ bere nyinaa som adwuma no mu oo, sɛ munni mu oo, mubetumi ayɛ nneɛma pii de aboa afoforo. Mobɛyɛ no sɛn? Mmere adan, enti mo nso monnan mo ho. Momfa botae foforo nsisi mo ani so, na momfa mo adwene nsi nea mubetumi ayɛ so, ɛnyɛ nea morentumi nyɛ. Ná Ɔhene Dawid pɛ sɛ osi asɔrefie ma Yehowa. Nanso bere a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ Solomon a ɔyɛ aberante no na ɔbɛma wasi ɔdan no, Dawid gye toom, na ofi ne koma nyinaa mu boaa adwuma no. (1 Be. 17:4; 22:5) Ɛwom sɛ na Solomon “yɛ abofra a ne ho nkokwawee” de, nanso Dawid annya adwene sɛ obetumi ayɛ adwuma no yiye asen no. (1 Be. 29:1) Ná Dawid nim sɛ, sɛ wɔn a wodi adwuma no anim no anyin na wɔn ho akokwaw sɛ dɛn mpo a, sɛ Yehowa nsa nnim a ɛrenyɛ yiye. Ɛnnɛ nso, anuanom a wɔn mfe akɔ anim no suasua Dawid, na sɛ wɔn adwuma sesa mpo a, wɔyere wɔn ho yɛ nea wobetumi. Afei nso wonim sɛ adwuma a na kan no wɔyɛ no, Yehowa bɛboa mmerante no ma wɔatumi ayɛ. w21.09 9 ¶4; 10 ¶5, 8
Dwoda, October 9
Ɔbɛma ahobrɛasefo ahu trenee kwan, na wakyerɛkyerɛ ahobrɛasefo ne kwan.—Dw. 25:9.
Sɛ yɛde botae ahorow sisi yɛn ani so wɔ Yehowa som mu a, ɛma yɛn ani gye, na yenya akomatɔyam. Nanso nea ehia paa ne sɛ, botae biara a yɛde besi yɛn ani so no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea yebetumi adu ho, na ɛnyɛ sɛ afoforo reyɛ ara nti na yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛyɛ bi. Yɛyɛ saa a, ebetumi ama yɛadi awerɛhow, na yɛn aba mu abu. (Luka 14:28) Esiane sɛ woyɛ Yehowa somfo nti, n’abusua kɛse no mu no, woda mu fua, na wosom bo ma no. Ɛnyɛ sɛ wobɔ wo ho mmɔden sen afoforo nti na Yehowa twee wo. Mmom, nea enti a ɔtwee wo ne sɛ, ɔhwehwɛɛ wo koma mu hui sɛ wobrɛ wo ho ase, na obetumi akyerɛkyerɛ wo ama woasesa wo suban. Nya awerɛhyem sɛ woyɛ nea wubetumi nyinaa som no a, n’ani sɔ. Sɛnea wumia w’ani som Yehowa no kyerɛ sɛ wowɔ “koma pa a emu tew.” (Luka 8:15) Enti kɔ so yɛ nea wubetumi nyinaa fa som Yehowa. Ɛno bɛma woanya “biribi agyina so adi ahurusi.”—Gal. 6:4. w21.07 24 ¶15; 25 ¶20
Benada, October 10
Obiara a ɔtwe ɔbɔnefo fi ne kwammɔne so no begye no.—Yak. 5:20.
Mpɛn pii no, sɛ obi ne yɛn anni no yiye a, ebehia sɛ yenya abotare twɛn Yehowa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru wɔ asafo no mu na ɛbɛtɔ mpanyimfo no anim a, wɔbɔ mpae hwehwɛ “nyansa a efi soro” sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya Yehowa adwene wɔ asɛm no ho. (Yak. 3:17) Wɔn botae ne sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔbɛboa nea ɔreyɛ bɔne no na ‘watwe ne ho afi ne kwammɔne so.’ (Yak. 5:19, 20) Afei nso, wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea wobetumi biara bɔ asafo no ho ban na wɔkyekye wɔn a ɔbɔnefo no nneyɛe ahaw wɔn no werɛ. (2 Kor. 1:3, 4) Sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru na mpanyimfo no redi asɛm no a, ɛsɛ sɛ wodi kan hu asɛm no ani so yiye. Ɛtɔ da a wei begye bere kakra. Afei wɔbɔ mpae na wɔtɔ wɔn bo ase ma no afotu a efi Kyerɛwnsɛm no mu, na wɔteɛ no so “sɛnea ɛfata.” (Yer. 30:11) Mpanyimfo no mpere wɔn ho mmu atɛn. Sɛ mpanyimfo no de Yehowa akwankyerɛ yɛ adwuma a, asafo no mufo nyinaa ho bɛtɔ wɔn. w21.08 10-11 ¶12-13
Wukuda, October 11
Baabi a wobɛkɔ no, ɛhɔ na mɛkɔ . . . Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.—Rut 1:16.
Ɔkɔm bi a esii Israel nti, Naomi, ne kunu, ne ne mma mmarima mmienu tu kɔɔ Moab. Bere a wɔda so wɔ hɔ no, Naomi kunu wui. Ne mma mmarima mmienu no mu biara waree, nanso awerɛhosɛm ne sɛ, wɔn nso wui. (Rut 1:3-5) Esiane sɛ sotɔre mmienu ma anihaahaa nti, asɛm a ɛtoo Naomi no bubuu no koraa. Awerɛhow hyɛɛ ne so ara ma ɔkaa sɛ Yehowa abrɛ no ase. Nea na ɔrefa mu nti, hwɛ nea ɔka faa Onyankopɔn ho: “Yehowa ne me anni no yiye.” “Ade nyinaa so Tumfo no ne me adi no nwenweenwene.” Ɔsan kaa sɛ: “Yehowa abrɛ me ase, na ade nyinaa so Tumfo no ama awie me bɔne.” (Rut 1:13, 20, 21) Yehowa nim sɛ “nhyɛso betumi ama onyansafo ayɛ n’ade sɛ ɔbɔdamfo.” (Ɔsɛnk. 7:7) Ɔmaa Rut kɔboaa Naomi de daa ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛɛ no. Rut fi ɔpɛ pa mu boaa Naomi, na nkakrankakra ne werɛ kyekyee. Ɔboaa no nso ma ohui sɛ Yehowa da so ara ka ne ho. w21.11 9 ¶9; 10 ¶10, 13
Yawda, October 12
‘Kɔ so bisa Onyankopɔn.’—Yak. 1:5.
Esiane sɛ woayere wo ho reyɛ adwuma a ɛhyɛ wo nsa seesei no nti, ɛho nhia sɛ wobɛhwehwɛ akwan foforo a wobɛfa so ayɛ pii wɔ Yehowa som mu anaa? Ɛnte saa koraa! Ɛsɛ sɛ yɛde botae ahorow a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ asɛnka adwuma no na yɛaboa yɛn nuanom sisi yɛn ani so. Sɛ yɛma yɛn ani da hɔ, na yɛannwen yɛn nko ara yɛn ho, na mmom yɛbrɛ yɛn ho ase boa afoforo a, ɛbɛma yɛadu botae a yɛde asisi yɛn ani so no ho. (Mmeb. 11:2; Aso. 20:35) Botae ahorow bɛn na wubetumi de asisi w’ani so? Srɛ Yehowa na ɔmmoa wo na hu botae paa a wubetumi adu ho. (Mmeb. 16:3) Wubetumi de asi w’ani so abɛyɛ akwampaefo boafo anaa daa kwampaefo, akɔsom wɔ Betel anaa akɔboa ama wɔasisi adan a yɛde yɛ Yehowa som adwuma anaa? Ebi mpo a wubetumi asua kasa foforo sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi aka asɛmpa no akyerɛ nnipa pii. Anaa wubetumi akɔka asɛmpa no wɔ asaasesin a wɔka kasa foforo mu. w21.08 23 ¶14-15
Fida, October 13
[Yehowa] dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.—Dw. 136:1.
Ɔdɔ a enni huammɔ yɛ su a Yehowa ani gye ho. (Hos. 6:6) Onyankopɔn nam odiyifo Mika so ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnnɔ ɔdɔ a enni huammɔ.’ (Mika 6:8, ase hɔ asɛm) Nanso, sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ yehu nea ɔdɔ a enni huammɔ kyerɛ. Yɛka ɔdɔ a enni huammɔ a, ɛkyerɛ sɛn? Asɛm a ɛne “ɔdɔ a enni huammɔ” no pue bɛyɛ mpɛn 230 wɔ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu. “Bible Mu Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu” a ɛwɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no mu kyerɛ ɔdɔ a enni huammɔ ase sɛ, “Nea ɛma obi da saa ɔdɔ yi adi kyerɛ obi ne sɛ, ɔne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den, ɔpɛ sɛ odi nokware ma no, anaa ɔmpɛ sɛ odi no huammɔ. Wɔtaa de kyerɛ ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma nnipa, nanso nnipa nso tumi da saa ɔdɔ no bi adi kyerɛ wɔn yɔnko nnipa.” Yɛreka obi a ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi paa a, ɔne Yehowa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Ɔhene Dawid kaa sɛ: “O Yehowa, wo dɔ a enni huammɔ kodu soro . . . O Onyankopɔn, hwɛ sɛnea wo dɔ a enni huammɔ no som bo!” (Dw. 36:5, 7) Yɛn nso ɛ, Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ no som bo ma yɛn te sɛ Dawid anaa? w21.11 2 ¶1-2; 3 ¶4
Memeneda, October 14
Enti mommɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro.”—Mat. 6:9.
Yehowa wɔ abusua. Yesu a ɔyɛ “abɔde nyinaa mu abakan” ne abɔfo ɔpepem pii no nyinaa ka n’abusua no ho. (Kol. 1:15; Dw. 103:20) Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔkaa sɛ nnipa anokwafo betumi afrɛ Yehowa sɛ wɔn Agya. Bere a Yesu ne n’asuafo no rekasa no, ɔkaa sɛ Yehowa yɛ “m’Agya ne mo Agya.” (Yoh. 20:17) Sɛ yehyira yɛn ho so ma Yehowa na yɛbɔ asu a, na yɛabɛtɔ abusua bi a emufo dodɔ wɔn ho mu. (Mar. 10:29, 30) Yehowa yɛ Agya a ɔdɔ ne mma. Sɛnea Yesu hu Yehowa no, saa ara na ɔpɛ sɛ yɛn nso yehu no. Ɔpɛ sɛ yehu no sɛ ɔwofo bi a ne yam ye a n’anim kɔ nyɛ den, na ɛnyɛ sɛ obi a ne tirim yɛ den a ɔyɛ ne mma kai-kai. Ofii mpae no ase sɛ: “Yɛn Agya.” Anka Yesu betumi aka akyerɛ yɛn sɛ yɛmfrɛ Yehowa sɛ, “ade nyinaa so Tumfo,” ‘Ɔbɔadeɛ,’ anaa “mmeresanten Hene,” efisɛ ne nyinaa yɛ abodin a ɛfata a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu. (Gen. 49:25; Yes. 40:28; 1 Tim. 1:17) Nanso Yesu kaa sɛ yɛmfrɛ no “Agya.” w21.09 20 ¶1, 3
Kwasida, October 15
Manase behui sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no.—2 Be. 33:13.
Ɔhene Manase nso, kɔkɔbɔ a Yehowa nam ne diyifo so de maa no no, wantie, mmom ɔsen ne kɔn. Ewiee ase no, “Yehowa maa Asiria hene dɔm so asahene baa [Yuda] so. Wɔde akɔtɔkorɔ kyeree Manase na wɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn abien guu no, na wɔde no kɔɔ Babilon.” Bere a wɔde Manase kɔtoo afiase wɔ obi man so no, ɛbɛyɛ sɛ odwinnwen bɔne a wayɛ no ho kɔɔ akyiri paa. “Ɔbrɛɛ ne ho ase paa wɔ n’agyanom Nyankopɔn anim.” Wamma anso hɔ ara. “Ɔhwehwɛɛ ne Nyankopɔn Yehowa anim dom.” Nokwasɛm ne sɛ, Manase ‘bɔɔ Onyankopɔn mpae daa.’ (2 Be. 33:10-12) Akyiri yi, Yehowa tiee Manase mpaebɔ no. Manase mpaebɔ no mu nsɛm no maa Yehowa hui sɛ wasesa ampa. Bere a Manase srɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne bɔne nkyɛ no no, ɛkaa Yehowa koma na ɔsan de no bɛtenaa n’ahengua so. Manase yɛɛ nea obetumi nyinaa de kyerɛe sɛ wanu ne ho ampa. w21.10 4 ¶10-11
Dwoda, October 16
Baanu ye sen ɔbaako, efisɛ wonya wɔn adwumaden so akatua pa.—Ɔsɛnk. 4:9.
Baabi a na Akwila ne Priskila atena ara ama ɛhɔ agye wɔn no, na ɛsɛ sɛ wotu fi hɔ kɔhwehwɛ baabi foforo. Afei nso, na ɛsɛ sɛ wɔkɔpɛ baabi foforo na wofi wɔn ntamadan adwuma no ase bio. Bere a Akwila ne Priskila tu kɔɔ Korinto no, wɔne asafo a ɛwɔ hɔ no boom somee, na wɔne ɔsomafo Paul yɛɛ adwuma de hyɛɛ anuanom a ɛwɔ hɔ no den. Akyiri yi, nkurow a na wohia asɛmpakafo wɔ hɔ no, wotu kɔɔ hɔ kɔboae. (Aso. 18:18-21; Rom. 16:3-5) Ɛwom sɛ na wɔwɔ adwuma pii yɛ, nanso wo de, hwɛ sɛnea na wɔn ani begye afa! Awarefo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi de Ahenni no adi kan wɔ wɔn asetena mu de asuasua Priskila ne Akwila. Bere a ɔbea ne ɔbarima bi reyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛware no, saa bere no na eye paa sɛ wɔka botae a wɔde besisi wɔn ani so ho asɛm. Sɛ awarefo bom sisi honhom fam botae a wɔpɛ sɛ wodu ho ho gyinae, na wɔyere wɔn ho yɛ ho adwuma a, hokwan pii bebue ama wɔn, na wobehu sɛ Yehowa redi boa wɔn.—Ɔsɛnk. 4:12. w21.11 17 ¶11-12
Benada, October 17
Obiara nnya obu mma ne maame ne ne papa . . . Mene Yehowa mo Nyankopɔn.—Lev. 19:3.
Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛka sɛ yennya obu mma yɛn awofo no, ɛsɛ sɛ yetie gu asopa mu. Bere a Yehowa kaa sɛ “Monyɛ kronkron, efisɛ me Yehowa mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron” no, kae sɛ ɛno akyi pɛɛ na ɔde akwankyerɛ a ɛwɔ Leviticus 19:3 mae. Ɛhɔ ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yenya obu ma yɛn papa ne yɛn maame. (Lev. 19:2) Yehowa ahyɛde a ɛne sɛ yennya obu mma yɛn awofo no, sɛ yedwinnwen ho a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Ɛyɛ ampa paa sɛ meredi m’awofo ni?’ Sɛ wuhu sɛ nea woreyɛ no nsɔ ani a, ntenatena ho; yɛ ho biribi anim-anim yi ara. Nea mmoa adi no, ma wonni nkɔ. Mmom, si wo bo sɛ, efi saa bere yi rekɔ no, wobɛma w’ani aku w’awofo ho. Ebia wubetumi ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma woanya wɔn ho adagyew. Mmoa a wode ma wɔn wɔ honam fam ne honhom fam, ne nea woyɛ de hyɛ wɔn nkuran anaa wode kyekye wɔn werɛ no, wubetumi apagyaw mu anaa? Woyɛ saa a, na woredi ahyɛde a ɛwɔ Leviticus 19:3 no so. w21.12 4-5 ¶10-12
Wukuda, October 18
Munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn—Mat. 7:1.
Ɔhene Dawid yɛɛ bɔne akɛseakɛse. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Dawid ne Bat-Seba sɛee aware, na okum ne kunu no mpo pii so. (2 Sam. 11:2-4, 14, 15, 24) Nea ɔyɛe no kɔfaa ɔhaw brɛɛ ɔne n’abusua nyinaa. (2 Sam. 12:10, 11) Bere bi nso, Dawid yɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ wamfa ne werɛ nyinaa anhyɛ Yehowa mu; ná Yehowa nka nkyerɛɛ no sɛ ɔnkan Israel asraafo no, nanso ɔde ne pɛ kɔkan wɔn. Ekowiee sɛn? Yare kunkum Israelfo pɔrepɔre 70,000! (2 Sam. 24:1-4, 10-15) Anka wobɛka sɛ Dawid mfata sɛ Yehowa hu no mmɔbɔ? Nanso Yehowa de, wanhu no saa. Nokware a na Dawid adi wɔ n’asetena nyinaa mu, ne sɛnea ofii ne komam nuu ne ho no, ɛno na Yehowa de n’adwene sii so. Ɛno nti, Yehowa de Dawid bɔne akɛseakɛse yi nyinaa kyɛɛ no. Ná Yehowa nim sɛ Dawid dɔ no paa, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea ɛteɛ. Sɛnea Yehowa de n’adwene si yɛn suban pa so no, ɛnka wo koma anaa?—1 Ahe. 9:4; 1 Be. 29:10, 17. w21.12 19 ¶11-13
Yawda, October 19
Ɛhɔ ara na ohuu ade, na ofii ase dii n’akyi, na ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.—Luka 18:43.
Yesu yɛɛ biribi de kyerɛe sɛ ɔwɔ ayamhyehye ma ayarefo anaa wɔn a wɔadi dɛm. Wokae asɛm a ɔma wɔkɔka kyerɛɛ Yohane Suboni no? Ɔkaa sɛ: “Anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo nya ayaresa, wɔn a wɔn aso asiw te asɛm, wonyan awufo.” Anwonwade a Yesu yɛe nti, ‘nkurɔfo no nyinaa yii Onyankopɔn ayɛ.’ (Luka 7:20-22) Kristofo ani gye ho sɛ wobesuasua Yesu na wɔanya ayamhyehye ama ayarefo anaa wɔn a wɔadi dɛm. Ɛno nti, yeyi ayamye ne mmɔborɔhunu adi kyerɛ wɔn, na yenya wɔn ho abotare nso. Ɛwom, Yehowa mmaa yɛn tumi a yɛde yɛ anwonwade. Nanso, yɛanya hokwan sɛ yɛbɛka paradise ho asɛmpa no akyerɛ wɔn a wɔn ani afura ankasa anaa wɔn a wɔn ani afura wɔ honhom mu. Paradise hɔ no, yare ne dɛmdi biara befi hɔ, na yɛne Yehowa ntam bɛyɛ kama. (Luka 4:18) Seesei mpo, asɛmpa no reboa nnipa pii ama wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam. w21.12 9 ¶5
Fida, October 20
Moate Hiob animia ho asɛm na moahu nea Yehowa ma efii mu bae.—Yak. 5:11.
Yakobo de ne nkyerɛkyerɛ gyinaa Kyerɛwnsɛm no so. Ɔde Onyankopɔn Asɛm boaa n’atiefo ma wohui sɛ, sɛnea Hiob dii Yehowa nokware ma ohyiraa no no, saa ara na obiara a obedi no nokware no nso, obehyira no. Yakobo amfa nsɛm akɛse a ɛyɛ nwonworann ankyerɛkyerɛ n’asɛm no mu. Sɛnea ɔkyerɛkyerɛe no nti, wanhyɛ ne ho anuonyam, mmom, ɔhyɛɛ Yehowa anuonyam. Asuade no: Mma wo nkyerɛkyerɛ nyɛ nwonworann. Afei nso, fa gyina Onyankopɔn Asɛm so. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ, yɛbɛkyerɛ nkurɔfo sɛ yenim ara ma. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ Yehowa na onim biribiara, na odwen wɔn ho paa. (Rom. 11:33) Sɛ yebetumi adu saa botae no ho a, gye sɛ bere nyinaa yɛde yɛn nkyerɛkyerɛ gyina Kyerɛwnsɛm no so. Ɛho nhwɛso ni. Sɛ yɛn Bible asuafo pɛ sɛ wɔyɛ biribi a, ɛnsɛ sɛ yɛka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɛyɛ me a, anka sei na mɛyɛ no.’ Mmom, ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wosusuw Bible mu nhwɛso bi ho, na wohu Yehowa adwene. Ɛba saa a, ɛbɛkanyan wɔn ma wɔayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani, na ɛnyɛ yɛn. w22.01 10-11 ¶9-10
Memeneda, October 21
Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.—Lev. 19:18.
Ɛnyɛ nea Onyankopɔn pɛ ara ne sɛ yɛrenyɛ yɛn yɔnko nipa bɔne. Sɛ Kristoni bi pɛ sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani a, etwa sɛ ɔdɔ ne yɔnko sɛ ne ho. Yesu sii so dua sɛ ahyɛde a ɛwɔ Leviticus 19:18 no ho hia paa. Bere bi, Farisini bi bisaa Yesu sɛ: “Mmara no mu ahyɛde bɛn na ɛho hia paa?” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ “ahyɛde a ɛho hia paa, ne nea edi kan” ne sɛ yɛde yɛn koma nyinaa ne yɛn kra nyinaa ne yɛn adwene nyinaa bɛdɔ Yehowa. Afei, Yesu faa Leviticus 19:18 mu asɛm kae. Ɔkaa sɛ: “Nea ɛto so abien a ɛte sɛ ɛno ne sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’” (Mat. 22:35-40) Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko. Ɔkwan baako a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko nipa ne sɛ yɛde afotu a ɛwɔ Leviticus 19:18 no bɛyɛ adwuma. Ɛhɔ ka sɛ: ‘Obi yɛ biribi tia wo a, ntua no so ka, na nnya ne ho menasepɔw.’ w21.12 10-11 ¶11-13
Kwasida, October 22
Bere a ohuu sɛnea mframa no rebɔ no, ehu kaa no. Na bere a ofii ase sɛ ɔremem no, ɔteɛɛm sɛ: “Awurade, gye me!”—Mat. 14:30.
Yesu teɛɛ ne nsa soo ɔsomafo Petro mu de gyee no. Kae sɛ, bere a Petro kɔɔ so de n’ani sii Yesu so no, otumi nantew nsu no so a wammem. Nanso bere a Petro hwɛɛ ahum no, ehu kaa no maa n’adwene hinhimii, na ofii ase sɛ ɔremem. (Mat. 14:24-31) Yebetumi asua biribi afi nea ɛtoo Petro no mu. Bere a Petro fi ɔkorow no mu sii po no so no, na ɔnhwɛ kwan sɛ biribi bɛtwetwe n’adwene ama wafi ase amem. Ná ɔpɛ sɛ ɔnantew nsu no so kodu Yesu nkyɛn. Nanso wankɔ so amfa n’ani ansi Yesu so, mmom, ɔmaa n’adwene kɔɔ ahum no so. Sɛnea na Petro hia gyidi na watumi anantew nsu no so no, yɛn nso, yehia gyidi na yɛatumi agyina sɔhwɛ ano. Sɛ yeyi yɛn adwene fi Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow so a, yɛn gyidi betumi agu asu. Ɔhaw biara a ɛte sɛ ahum a yebehyia wɔ yɛn asetena mu no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de yɛn adwene si Yehowa so, na yenya gyidi sɛ obetumi aboa yɛn. w21.12 17-18 ¶6-7
Dwoda, October 23
Wo dɔ a enni huammɔ nti mɛba wo fi.—Dw. 5:7.
Mpaebɔ ne ade a yesua na yedwinnwen ho no ka yɛn som ho. Sɛ yɛbɔ mpae a, na yɛne yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn paa no na ɛrekasa. Sɛ yesua Bible a, na yɛresua “Onyankopɔn ho nimdeɛ” afi nyansa nyinaa Farebae no hɔ. (Mmeb. 2:1-5) Sɛ yedwinnwen nea yesua no ho a, na yɛresusuw Yehowa su a ɛyɛ fɛ no ho. Afei nso, na yɛrekaakae nneɛma a ɛyɛ nwonwa a Yehowa abɔ ne tirim pɔw sɛ ɔbɛyɛ ama yɛne adasamma nyinaa no. Wohwɛ a, ɛnyɛ wei paa na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn bere yɛ anaa? Seesei a adagyew nni po so koraa yi, dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya bere de ayɛ nneɛma a ɛho hia paa yi? Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, pɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm kɔhyɛ. Momma yɛnhwɛ nea Yesu yɛe. Ansa na Yesu refi ne som adwuma ase wɔ asaase so no, ɔkɔhyɛɛ sare so nnafua 40. (Luka 4:1, 2) Esiane sɛ na ɛhɔ yɛ komm nti, otumi bɔɔ Yehowa mpae. Afei, nea na n’Agya pɛ sɛ ɔyɛ no nso, otumi dwinnwen ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, saa a Yesu yɛe no ma otumi daa ne ho so wɔ sɔhwɛ a na ɛrenkyɛ obehyia no ho. w22.01 27-28 ¶7-8
Benada, October 24
Agyinatufo dodow ma nhyehyɛe yɛ yiye.—Mmeb. 15:22, ase hɔ asɛm.
Asafo mu panyin anaa onua bi a ne ho akokwaw betumi atwe yɛn adwene asi suban bi a ehia sɛ yɛyɛ ho adwuma so. Ɔdɔ a obi dɔ yɛn nti, sɛ ɔde Bible tu yɛn fo a, ɛsɛ sɛ yetie gu aso pa mu. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wotu yɛn fo tẽẽ a, ɛtaa yɛ den sɛ yebegye atom. Ebetumi ama yɛn bo afuw mpo. Adɛn ntia? Ɛwom, ɛnyɛ den koraa sɛ yebegye atom sɛ yɛtɔ sin, nanso sɛ obi tu yɛn fo wɔ yɛn mmerɛwyɛ pɔtee bi ho a, ebetumi ayɛ den sɛ yebegye atom. (Ɔsɛnk. 7:9.) Ebia yɛde nsɛm beyiyi yɛn ho ano. Ebi nso a yɛbɛka sɛ onii a ɔretu yɛn fo no mpɛ yɛn asɛm anaa ɔkwan a ɔfaa so tuu yɛn fo no antwa yiye. Ebi mpo a yɛbɛka sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na kuku aka akyerɛ dadesɛn sɛ ne ho tumm? Wunim afotu a, tu wo ho fo!’ Sɛ yɛn ani nnye afotu no ho a, anhwɛ a yɛremfa nyɛ adwuma anaa yɛbɛkɔ akɔpɛ obi a ɔbɛka nea ɛyɛ yɛn asom dɛ akyerɛ yɛn. w22.02 8-9 ¶2-4
Wukuda, October 25
Sɛ mode mo ho to me so na mo koma antu a, mubenya ahoɔden.—Yes. 30:15.
Yɛkɔ wiase foforo no mu a, ebia yebehyia ɔhaw ahorow bi. Ahotoso a yɛwɔ wɔ sɛnea Yehowa yɛ n’ade mu no, ɔhaw a ɛtete saa no betumi ama yɛahyia ho sɔhwɛ. Momma yɛmfa nea esii wɔ Israelfo bere so no nyɛ ho nhwɛso. Bere a woyii wɔn fii Egypt nkoasom mu no, ankyɛ koraa na wofii ase nwiinwii sɛ wɔn kɔn adɔ nnuan a na wodi wɔ Egypt no. Mana a Yehowa de maa wɔn no de, wɔkaa sɛ ɛyɛ aduanfõ. (Num. 11:4-6; 21:5) Sɛ ahohiahia kɛse no ba awiei a, yɛn nso yɛbɛkeka saa nsɛm no bi anaa? Sɛ wiase bɔne yi ba n’awiei a, adwuma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ de siesie asaase yi ma nkakrankakra ɛdan paradise no, yɛrentumi nkyerɛ ne kɛse. Ebia ɛrenyɛ adwuma ketewa, na mfiase no, ebia yɛremfa no ahogono. Nea Yehowa de bɛma yɛn saa bere no, yɛbɛkasa atia anaa? Nea ɛwom ne sɛ: Sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea Yehowa de ma yɛn nnɛ no a, saa bere no nso, yɛn ani bɛsɔ nea ɔde bɛma yɛn no. w22.02 7 ¶18-19
Yawda, October 26
Wobesuso [Yudani baako ataade] mu denneennen aka sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛne mo kɔ.”—Sak. 8:23.
Nsɛmfua “Yudani” ne “mo” a ɛwɔ Sakaria 8:23 nkɔmhyɛ no mu no, ne nyinaa gyina hɔ ma wɔn a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asaase so no. (Rom. 2:28, 29) “Nnipa du a wɔka amanaman no kasa horow nyinaa” no gyina hɔ ma nguan foforo no. ‘Wosuso [wɔn a wɔasra wɔn no] mu denneennen.’ Wei kyerɛ sɛ, wɔde nokwaredi bata wɔn ho wɔ nokware som mu. Afei nso nea ɛbɛyɛ na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel 37:15-19, 24, 25 aba mu no Yehowa aka wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no abom, na mframa mfa wɔn ntam koraa. Nkɔmhyɛ no ka nnua mmienu bi ho asɛm. “Yuda dua” no gyina hɔ ma wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro no (Yuda abusuakuw mu na na wɔpaw Israel ahemfo). “Yosef dua a ɛwɔ Efraim nsam” no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so no. Ná Yehowa bɛka akuw mmienu yi abom ama ayɛ “dua baako.” Wei kyerɛ sɛ, wɔn nyinaa de baakoyɛ bɛbom asom, na wɔn Hene Kristo Yesu adi wɔn so.—Yoh. 10:16. w22.01 22 ¶9-10
Fida, October 27
Monhwɛ yiye na moanyɛ mo trenee wɔ nnipa anim sɛnea wobehu mo.—Mat. 6:1.
Yesu kaa sɛ, nkurɔfo bi wɔ hɔ a sɛ wɔyɛ ahiafo adɔe a, wɔbɔ no dawuru. Papayɛ a ɛte saa nsɔ Yehowa ani. (Mat. 6:2-4) Sɛ yɛde adwempa yɛ adepa nko ara a, ɛnna yebetumi aka sɛ yefi yɛn komam ayɛ papa. Enti wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Minim adepa, na ɛyɛ a meyɛ nso? Adwene bɛn na ɛyɛ a mede yɛ adepa?’ Yehowa yɛ Onyankopɔn a bere nyinaa ɔde ne honhom no yɛ adwuma. (Gen. 1:2) Enti ɛsɛ sɛ honhom aba no afã no nyinaa kanyan yɛn ma yɛyɛ biribi. Ɛnyɛ nwonwa sɛ, osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Gyidi a nnwuma nka ho awu.” (Yak. 2:26) Enti Onyankopɔn honhom aba no afã a aka nyinaa nso, ɛsɛ sɛ nnwuma bata ho. Bere biara a yɛbɛyɛ biribi de akyerɛ sɛ yɛresow honhom no aba no, ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom no reyɛ adwuma wɔ yɛn so. w22.03 11 ¶14-16
Memeneda, October 28
Monyɛ kronkron mo nneyɛe nyinaa mu sɛnea Ɔkronkronni a ɔfrɛɛ mo no te no.—1 Pet. 1:15.
Ebia yɛyɛ nneɛma bebree de som Onyankopɔn na yɛboa afoforo nso. Nanso ɔsomafo Petro sii ade bi a ɛno nso ho hia paa so dua. Ansa na ɔrebɛka sɛ yɛnyɛ kronkron wɔ yɛn nneyɛe nyinaa mu no, ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ: “Munsiesie mo adwene mma adwuma kɛse.” (1 Pet. 1:13) Adwuma kɛse bɛn na na ɔreka ho asɛm? Petro kaa sɛ, Kristo nuanom a wɔasra wɔn ‘bɛka nea ɔfrɛɛ wɔn no nneyɛe pa akyerɛ.’ (1 Pet. 2:9) Saa adwuma a ɛho hia yi de, Kristofo a ɛwɔ hɔ nnɛ nyinaa wɔ hokwan sɛ wɔyɛ bi, efisɛ ɛyɛ adwuma a ɛboa nkurɔfo ma wɔbɛsom Yehowa. Onyankopɔn asomfo a yɛyɛ kronkron no de nsi ne ahokeka bɔ asɛmpa no dawuru, na yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo daa. Wei yɛ akwannya kɛse paa! (Mar. 13:10) Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ wei a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa. Afei nso, yɛma ɛda adi sɛ yɛpɛ sɛ ‘yɛyɛ kronkron’ wɔ yɛn nneyɛe nyinaa mu. w21.12 13 ¶18
Kwasida, October 29
Sɛ obi yɛ biribi na mode kyɛ no a, me nso mede kyɛ no.—2 Kor. 2:10.
Ná ɔsomafo Paul wɔ ne nuanom Kristofo ho adwempa. Ná onim sɛ, sɛ obi da subammɔne bi adi a, ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ nipa bɔne. Ná ɔdɔ ne nuanom, enti ɔde n’adwene sii wɔn suban pa so. Sɛ na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ a, na ɔmfa no sɛ wɔwɔ adwemmɔne, na mmom, na ohu no sɛ nea ehia ara ne sɛ obi bɛboa wɔn. Yɛnhwɛ sɛnea Paul boaa anuanom mmea baanu bi a na wɔwɔ Filipi asafo no mu. (Filip. 4:1-3) Ɛbɛyɛ sɛ na Euodia ne Sintike ama nsɛmnsɛm bi asɔre wɔ wɔn ntam ma wɔn ntam ayɛ basaa. Paul ankasa antia wɔn, anaa wanka asɛm a ɛyɛ yaw ankyerɛ wɔn, mmom ɔde n’adwene sii wɔn suban pa so. Ná wɔyɛ anuanom mmea anokwafo a wɔde mfe pii asom Yehowa. Ná Paul nim sɛ Yehowa dɔ wɔn. Esiane sɛ na Paul wɔ anuanom mmea yi ho adwempa nti, ɛkanyan no ma ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonsiesie wɔn ntam. Ná Paul de n’adwene si afoforo suban pa so, enti n’anigye ansɛe, na ɔne anuanom a ɛwɔ saa asafo no mu ntam kɔɔ so yɛɛ kama. w22.03 30 ¶16-18
Dwoda, October 30
Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn abam abu.—Dw. 34:18.
Asomdwoe a Yehowa de ma yɛn no ka yɛn koma to yɛn yam, na ɛma yetumi dwen yiye. Hwɛ sɛnea onuawa bi a ne din de Luz hui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ a metaa te nka sɛ mayɛ ankonam. Ɛtɔ da a, ɛma mete nka sɛ Yehowa nnɔ me. Ɛba saa a, ntɛm ara na maka sɛnea mete nka no akyerɛ Yehowa. Mebɔ mpae a, na me ho adwo me fɔmm.” Onuawa yi suahu ma yehu sɛ mpaebɔ betumi ama yɛanya asomdwoe. (Filip. 4:6, 7) Yenim sɛ, sɛ yɛn dɔfo bi wu a, Yehowa ne Yesu bɛboa yɛn. Wei akanyan yɛn ama yɛahu sɛ, ɛsɛ sɛ yenya ayamhyehye de ka asɛmpa no na yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo efisɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo wɔ ayamhyehye. Afei nso, yɛabehu sɛ Yehowa ne ne Dɔba no te yɛn mmerɛwyɛ ase, na wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn ma yegyina ɔhaw a yɛrehyia ano. Yɛrehwɛ da a Yehowa ‘bɛpopa yɛn aniwa mu nisu nyinaa’ no kwan.—Adi. 21:4. w22.01 15 ¶7; 19 ¶19-20
Benada, October 31
Momfa ɔpon teateaa no mu, efisɛ ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no kɔ ɔsɛe mu, na wɔn a wɔnam saa pon no mu no yɛ bebree.—Mat. 7:13.
Yesu kaa apon mmienu ho asɛm; ɔpon teateaa ne ɔpon a ɛso. Ɔpon teateaa no kɔfa ɔkwan “ketewa” no so, ɛnna ɔpon a ɛso no kɔfa ɔkwan a “ɛtrɛw” no so. (Mat. 7:14) Ɔkwan a ɛto so mmiɛnsa biara nni hɔ. Yɛn ara na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ɔkwan no mu nea yɛbɛfa so. Ɛho hia paa sɛ yesi saa gyinae yi, efisɛ daa nkwa a yebenya gyina so. Nnipa bebree nam ɔkwan a “ɛtrɛw” no so efisɛ ɛso fa nyɛ den. Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa bebree da so ara nam saa kwan no so, efisɛ wodi nnipadɔm a wɔnam so no akyi. Wonhu sɛ Satan Ɔbonsam na opiapia nkurɔfo ma wɔfa saa kwan a ɛkɔ owu mu no so. (1 Kor. 6:9, 10; 1 Yoh. 5:19) Ɔkwan baako no nte sɛ ɔkwan a “ɛtrɛw” no, efisɛ ɛno de, ɛyɛ “ketewa.” Yesu kaa sɛ nnipa kakraa bi na wohu. Adɛn ntia? Wo de hwɛ nkyekyɛm a edi hɔ no; Yesu bɔɔ n’akyidifo kɔkɔ wɔ atoro adiyifo ho.—Mat. 7:15. w21.12 22-23 ¶3-5