Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es23 kr. 108-118
  • November

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • November
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2023
  • Nsɛmti Nketewa
  • Wukuda, November 1
  • Yawda, November 2
  • Fida, November 3
  • Memeneda, November 4
  • Kwasida, November 5
  • Dwoda, November 6
  • Benada, November 7
  • Wukuda, November 8
  • Yawda, November 9
  • Fida, November 10
  • Memeneda, November 11
  • Kwasida, November 12
  • Dwoda, November 13
  • Benada, November 14
  • Wukuda, November 15
  • Yawda, November 16
  • Fida, November 17
  • Memeneda, November 18
  • Kwasida, November 19
  • Dwoda, November 20
  • Benada, November 21
  • Wukuda, November 22
  • Yawda, November 23
  • Fida, November 24
  • Memeneda, November 25
  • Kwasida, November 26
  • Dwoda, November 27
  • Benada, November 28
  • Wukuda, November 29
  • Yawda, November 30
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2023
es23 kr. 108-118

November

Wukuda, November 1

Yehowa bɛkyerɛkyerɛ wɔn nyinaa.—Yoh. 6:45.

Yehowa boa yɛn wɔ akwan horow pii so. Yehowa betumi aboa wo ma woada odwo adi bere a obi ne wo ankasa yiye wɔ asɛnka mu. Sɛ obi kyerɛ asɛmpa no ho anigye nso a, Yehowa betumi aboa wo ma woakae kyerɛwsɛm a ɛfata akenkan akyerɛ no. Bio nso sɛ nkurɔfo ntie asɛmpa no a, ɔhyɛ wo den ma wokɔ so ka asɛm no. (Yer. 20:7-9) Ntetee a Yehowa de ma yɛn ma yetumi yɛ asɛnka adwuma no nso yɛ ade foforo a ɛma yehu sɛ oye. Sɛ yɛkɔ nnawɔtwe mfinimfini adesua no a, nsɛm a yebetumi aka ma atɔ nkurɔfo asom wɔ asɛnka mu no, ɛyɛ a wɔbɔ ma yetie, na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa nyɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Mfiase no, ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛsɔ biribi foforo ahwɛ. Nanso sɛ yɛyɛ saa a, ebia yebehu sɛ ɔkwan foforo a yɛfa so ka asɛm no ma nkurɔfo tie asɛm no paa. Afei nso, yɛkɔ asafo nhyiam ne ɔmantam nhyiam a, akwan bi a ebia yɛmfaa so nkaa asɛmpa no da no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnsɔ nhwɛ. Ebia wei nso bɛma ehu aka yɛn kakra, nanso sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma Yehowa anya biribi agyina so ahyira yɛn. w21.08 27 ¶5-6

Yawda, November 2

Momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.—Efe. 5:16.

Krataa a ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Korintofo no mu no, ɔde afotu a emu yɛ den maa wɔn. Bere a ɔde krataa no kɔmaa wɔn akyi no, ɔsomaa Tito kɔɔ hɔ. Bere a ohui sɛ wɔatie n’afotu no agu aso pa mu no, n’ani gyei papa! (2 Kor. 7:6, 7) Asafo mu mpanyimfo betumi asuasua Paul nhwɛso no, na wɔanya bere ama wɔn mfɛfo gyidifo. Ɔkwan baako a wobetumi afa so ayɛ saa ne sɛ wobedu adesua ase ntɛm na wɔne afoforo abɔ nkɔmmɔ ahyɛ wɔn nkuran. Mpɛn pii no, egye simma kakraa bi na yɛde nkuranhyɛ a onua bi hia ama no. (Rom. 1:12) Afei nso, ɔpanyin a osuasua Paul nhwɛso no, ɔde Onyankopɔn Asɛm bɛhyɛ ne mfɛfo gyidifo den na wama wɔanya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn. Ɔhwehwɛ hokwan a ɔde bɛkamfo wɔn. Sɛ ɛho behia sɛ ɔpanyin bi tu obi fo a, ɔde n’afotu no gyina Onyankopɔn Asɛm so. Ɔwae asɛm no anim, nanso ɔda ayamye adi, efisɛ ɔpɛ sɛ onua no de afotu no yɛ adwuma.—Gal. 6:1. w22.03 28-29 ¶11-12

Fida, November 3

Yɛwɔ saa agyapade yi wɔ dɔte anwenne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a tumi a ɛboro nnipa de so no bɛyɛ Onyankopɔn dea, na ɛnyɛ yɛn ankasa dea.—2 Kor. 4:7.

Ɛnnɛ, Yehowa ma ne nkurɔfo “tumi a ɛboro nnipa de so” sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ so asom no nokware mu. Ɔkwan baako a yɛfa so nya ahoɔden ne mpaebɔ. Ɔsomafo Paul tu yɛn fo wɔ Efesofo 6:18 sɛ yɛmmɔ mpae “bere nyinaa.” Sɛ yɛbɔ mpae a, Onyankopɔn bɛma yɛn ahoɔden. Ɛtɔ da a, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛrentumi nyɛ ɔhaw a yɛrehyia no ho hwee, anaa yenhu nea yɛmmɔ ho mpae mpo. Nanso Yehowa se, sɛ yenhu nea yɛnka mpo a, yɛmmɔ no mpae. (Rom. 8:26, 27) Afei nso, ɔnam Bible no so hyɛ yɛn den. Paul kenkan Kyerɛwnsɛm no na ɛmaa no ahoɔden ne awerɛkyekye. Yɛn nso yebetumi ayɛ saa ara. (Rom. 15:4) Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no na yedwinnwen ho a, Yehowa betumi de ne honhom no aboa yɛn ama yɛahu sɛnea Bible no betumi aboa yɛn wɔ yɛn haw no ho.—Heb. 4:12. w21.05 22 ¶8-10

Memeneda, November 4

Onyankopɔn na ɔkanyan mo . . . , na ama moanya ɔpɛ no ne ahoɔden a mode bɛyɛ n’apɛde.—Filip. 2:13.

Ahyɛde a wɔde ama yɛn sɛ yɛnkyerɛkyerɛ afoforo ma wɔmmɛyɛ asuafo no, yɛntoto no ase koraa. Nanso ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ nyinaa. Yɛn tebea nti, ebia yɛrentumi nyɛ nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ nyinaa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, adawurubɔfo binom abɔ nkwakoraa ne mmerewa, na ebinom nso, yare reteetee wɔn. Yɛabɔ w’asɛm so anaa? Sɛ saa a, kae sɛ yɛahu sɛ yebetumi afa fon anaa ɛlɛtrɔnik mfiri afoforo so ne nkurɔfo asua Bible ama atu mpɔn! Enti sɛ wote wo fie mpo a, wubetumi ne obi afi ase asua Bible. Ade foforo nso a eye wɔ ho ne sɛ, ebinom wɔ hɔ a, bere a anuanom ayi asi hɔ a wɔde kɔ asɛnka no, wɔnkɔto wɔn wɔ fie, nanso wɔn ani gye ho sɛ wobesua Bible no. Ebia wɔn de, anɔpatutuutu anaasɛ anadwo na wobenya adagyew. Wubetumi ayɛ wo nhyehyɛe yiye na wo ne nkurɔfo a ɛte saa asua Bible no. Anadwo na Yesu kyerɛkyerɛɛ Nikodemo, efisɛ saa bere no na na eye ma Nikodemo.—Yoh. 3:1, 2. w21.07 5 ¶10-11

Kwasida, November 5

Ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me, na wɔde wɔn ano na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.—Yes. 29:13.

Ná Yesu asuafo no nyɛ akɔnkyen, na ɛyɛɛ Yohane Suboni asuafo no nwonwa paa. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ bere a ɔda so te ase no, ɛho nhia sɛ wɔyɛ akɔnkyen. (Mat. 9:14-17) Nanso Farisifo no ne nnipa bi a na wɔne Yesu ani nhyia no kasa tiaa no. Adɛn a, wose Yesu kasa tia wɔn amammerɛ. Bere a Yesu saa nkurɔfo yare Homeda no, wɔn bo fuwii. (Mar. 3:1-6; Yoh. 9:16) Ná saa nkurɔfo yi de wɔn nsa si wɔn bo ka sɛ wodi Homeda no, nanso na ɛnhaw wɔn sɛ wobedi gua wɔ asɔrefie hɔ. Bere a Yesu kaa sɛ nea wɔreyɛ no nye no, wɔn bo fuwii paa. (Mat. 21:12, 13, 15) Bere bi a na Yesu reka asɛm no wɔ hyiadan mu wɔ Nasaret no, ɔkɔfaa nsɛm bi a na asisi wɔ wɔn abakɔsɛm mu de yɛɛ ntotoho ma wohui sɛ wɔyɛ pɛsɛmenkominya na wonni gyidi. Bere a wɔtee saa asɛm no, wɔn bo fuwii papaapa. (Luka 4:16, 25-30) Nea na nkurɔfo rehwɛ kwan sɛ Yesu bɛyɛ a wanyɛ nti, ɛtoo nnipa pii hintidua.—Mat. 11:16-19. w21.05 5-6 ¶13-14

Dwoda, November 6

Yenim n’akwan.—2 Kor. 2:11.

Yehowa pɛ sɛ yehu sɛ ahantan ne anibere yɛ subammɔne. Enti n’asomfo bi a wonyaa saa subammɔne no, waka wɔn ho asɛm akyerɛ yɛn wɔ Bible mu, na ayɛ kɔkɔbɔ ama yɛn. Sɛ yɛka anibere ho asɛm a, Satan Ɔbonsam na ne ho asɛm taa ba yɛn tirim. Esiane sɛ na Satan ka Yehowa abɔfo no ho nti, ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ hokwan pii. Nanso ne nyinaa ansɔ n’ani. Ná ɔpɛ ɔsom a ɛfata sɛ yɛde ma Yehowa nko ara no nso aka ho. Satan pɛ sɛ yesuasua no, enti ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma yɛate nka sɛ nea yɛwɔ no sua. Bere a edi kan a ɔyɛɛ saa ne bere a ɔne Hawa kasae no. Esiane sɛ na Yehowa dɔ Hawa ne ne kunu nti, ɔmaa wɔn nnuan bebree, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ “turom ha nnua nyinaa” mubetumi adi nea mopɛ gye baako pɛ. (Gen. 2:16) Ne nyinaa akyi no, Satan daadaa Hawa ma onyaa adwene sɛ ɛsɛ sɛ odi turo no mu aduaba baako pɛ a na Yehowa abara no. Hawa ani ansɔ nea ɔwɔ, na ɔrepɛ bi aka ho. Yenim nea asɛm no kowiei. Hawa yɛɛ bɔne na ewiee ase no, owui.—Gen. 3:6, 19. w21.06 14 ¶2-3; 17 ¶9

Benada, November 7

Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asaase so ma na munnya so tumi.—Gen. 1:28.

Ná Onyankopɔn pɛ sɛ Adam ne Hawa wo mma, na wɔhwɛ asaase no so yiye. Sɛ Adam ne Hawa yɛɛ aso tiee Yehowa na wɔyɛɛ n’apɛde a, anka wɔne wɔn asefo remfi Onyankopɔn abusua no mu da. Yehowa maa Adam ne Hawa hokwan a nidi wom wɔ n’abusua no mu. Sɛnea Yehowa bɔɔ nipa no, Dawid kaa ho asɛm wɔ Dwom 8:5. Ɔkaa sɛ: “Woma ɔbaa fam kakra sen abɔfo, na wode anuonyam ne nidi bɔɔ no abotiri.” Ɛwom, tumi, nyansa ne nimdeɛ a abɔfo wɔ no, nnipa de nnu ho. (Dw. 103:20) Nanso nnipa ba fam ‘kakraa bi’ pɛ sen abɔfo ahoɔdenfo no. Wei kyerɛ sɛ abɔfo no nsen nnipa ahe biara. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, Adam ne Hawa asoɔden nti Yehowa pam wɔn fii n’abusua no mu. Wei akɔfa ɔhaw ne amanehunu bebree abɛsoɛ wɔn asefo so. Nanso Yehowa atirimpɔw nsesae. Ɔpɛ sɛ nnipa a wotie n’asɛm no bɛyɛ ne mma daa. w21.08 2-3 ¶2-4

Wukuda, November 8

“Ɛnyɛ asraafodɔm anaa nnipa ahoɔden, na mmom me honhom na menam so bɛyɛ eyinom nyinaa,” asafo Yehowa asɛm ni.—Sak. 4:6.

Ɛnnɛ, Yehowa asomfo pii hyia ɔsɔretia. Aman bi so no, aban no mma Adansefo a ɛtete hɔ no kwan mma wɔnsom Yehowa sɛnea wɔpɛ. Ebia wɔbɛkyere yɛn nuanom de wɔn ‘akɔ amrado ne ahemfo anim,’ na ayɛ adanse ama wɔn. (Mat. 10:17, 18) Adansefo binom de, ɔsɔretia a wohyia no yɛ soronko. Aman a wɔte mu no, wɔwɔ ahofadi a wɔde som Yehowa. Nanso wɔn abusuafo asi wɔn bo sɛ wɔremma wɔnsom Onyankopɔn, enti wɔsɔre tia wɔn. (Mat. 10:32-36) Mpɛn pii no, sɛ asɔretiafo no hu sɛ wɔrentumi nhyɛ wɔn abusuafo a wɔyɛ Adansefo no mma wonnyae Yehowa som a, na wɔato wɔn adwene mu. Wɔn a na bere bi wɔsɔre tia Yehowa asomfo denneennen no, ɛnnɛ wɔn mu bi ayere wɔn ho resom Yehowa. Sɛ wuhyia ɔsɔretia a, mpa abaw! Nya akokoduru. Yehowa ne ne honhom kronkron no taa w’akyi, enti ɛnsɛ sɛ wusuro biribiara. w22.03 16 ¶8

Yawda, November 9

O mo a modɔ Yehowa, munkyi bɔne.—Dw. 97:10.

Bible ma yehu sɛ Yehowa kyi “ani a ɛtra ntɔn, tɛkrɛma a edi atoro, ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu.” (Mmeb. 6:16, 17) Yehowa “kyi wɔn a wɔpɛ awudisɛm ne nnaadaa” nso. (Dw. 5:6) Yehowa kyi saa suban ne nneyɛe yi kɔkɔɔkɔ, enti ɔsɛee abɔnefo a na wɔwɔ Noa bere so no nyinaa, efisɛ na wɔde amumɔyɛ ahyɛ asaase so ma. (Gen. 6:13) Afei nso, Yehowa nam odiyifo Malaki so kaa sɛ wɔn a wotwa nkontompo gyaa wɔn ahokafo a wɔn ho nni asɛm aware no, okyi wɔn. Onyankopɔn nnye wɔn som ntom, na wɔn nneyɛe nso, obebu wɔn atɛn wɔ ho. (Mal. 2:13-16; Heb. 13:4) Yehowa pɛ sɛ ‘yekyi bɔne.’ (Rom. 12:9) Sɛ yɛka sɛ obi “kyi” biribi a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, saa ade no, ɔmpɛ koraa, na ɛyɛ no tan mpo. Enti, sɛ ebesi yɛn tirim sɛ yɛnyɛ biribi a Yehowa ka sɛ ɛyɛ bɔne a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn tan. w22.03 4-5 ¶11-12

Fida, November 10

Anigye ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.—Yes. 30:18.

Ɛrenkyɛ, yɛn Agya a ɔwɔ soro no nam n’Ahenni no so behwie nhyira bebree agu yɛn so. Wɔn a wɔtwɛn Yehowa no, ɛnnɛ ne wiase foforo a ɛreba no mu nyinaa, nhyira a wobenya de, yɛnka. Onyankopɔn asomfo kɔ wiase foforo no mu a, dadwen ne kɔdaanna ne ɔhaw a wɔrefa mu nnɛ no, wɔrenso ho dae mpo. Ɛremma da sɛ obi bɛyɛ ade ma ayɛ wɔn yaw efisɛ yaw befi hɔ. (Adi. 21:4) Ɛho renhia sɛ yɛtwɛn ma yɛn ani tutu ka yɛn nsam ansa na yɛanya nea yehia, efisɛ biribiara bebu so. (Dw. 72:16; Yes. 54:13) Hwɛ sɛnea yɛn ani begye afa! Ɛnnɛ, Yehowa reboa yɛn ma yɛagyae subammɔne biara na yɛanya suban papa sɛnea ɛbɛyɛ a nkakrankakra yebetumi abɛyɛ n’Ahenni no manfo. Ɛno nti mpa abaw; hyɛ wo sapɔw mu nsu. Afei koraa na agorɔ no rebɛsɔ! Esiane sɛ daakye papa bi da yɛn anim nti, momma yɛnkɔ so mfa anigye ne abotare ntwɛn Yehowa ma onwie n’adwuma! w21.08 13 ¶17-19

Memeneda, November 11

Mommma mo werɛ mmfi sɛ mobɛyɛ papa na mo ne nkurɔfo akyɛ nneɛma a mowɔ, efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani yiye.—Heb. 13:16.

Kristofo a na wɔwɔ Yudea no nsa kaa ɔsomafo Paul krataa yi, ankyɛ koraa na ‘wofii ase guan kɔɔ mmepɔw so.’ Ná ɛsɛ sɛ wogyaw wɔn afie, wɔn nnwuma, ne wɔn abusuafo a wɔnyɛ Kristofo hɔ. (Mat. 24:16) Akyinnye biara nni ho sɛ, saa bere no, na ehia paa sɛ obiara boa ne yɔnko. Paul afotu a ɛne sɛ wɔne wɔn nuanom nkyɛ nea wɔwɔ no, sɛ wɔn nsa kaa ne krataa no ara na wofii ase de yɛɛ adwuma a, ɛnde baabi foforo a wotu kɔe no, ɛhɔ asetena anyɛ den amma wɔn. Ebia ɛnyɛ daa na yɛn nuanom bɛka akyerɛ yɛn sɛ wohia biribi. Enti ma nkurɔfo ntumi mmɛn wo. Yegye di sɛ wunim anuanom bi wɔ w’asafo mu a bere nyinaa wɔayɛ krado sɛ wɔbɛboa afoforo. Wɔmma yennya adwene sɛ yɛrehaw wɔn. Yenim sɛ bere biara a yehia mmoa no, wɔwɔ hɔ ma yɛn. Yɛn nso yɛpɛ paa sɛ yesuasua wɔn! w22.02 23-24 ¶13-15

Kwasida, November 12

‘Munkura baakoyɛ a honhom no ama moanya no mu, na montena asomdwoe a aka mo abom no mu.’—Efe. 4:3.

Nnansa yi, wɔakeka asafo ahorow ne amansin bi abobom asan akyekyɛ no foforo. Sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asafo foforo bi ho a, ebia ɛbɛyɛ yɛn yaw sɛ yebegyaw yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo hɔ. Yemmisa sɛ, ɛyɛ a Onyankopɔn na ɔkyerɛ mpanyimfo no asafo a ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara kɔ mu anaa? Daabi. Wei nti, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebedi saa akwankyerɛ yi so. Nanso, sɛ mpanyimfo no sisi gyinae a ɛtete saa a, Yehowa pene so. Enti yɛn nso, ɛsɛ sɛ yenya wɔn mu ahotoso. Sɛ mpanyimfo no si gyinae bi na yɛne wɔn nyɛ adwene mpo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie wɔn? Efisɛ, sɛ yɛyɛ saa a, yɛboa ma baakoyɛ tena Onyankopɔn asomfo mu. Sɛ mpanyimfo kuw no si gyinae bi na yɛn nyinaa brɛ yɛn ho ase gye tom a, ɛma obiara ani gye wɔ asafo no mu. (Heb. 13:17) Nanso nea enti paa a yɛyɛ saa ne sɛ, yɛma Yehowa hu sɛ yɛwɔ ne mu ahotoso, efisɛ ɔno na ɔde mpanyimfo no ama yɛn sɛ wɔnhwɛ yɛn so.—Aso. 20:28. w22.02 4-5 ¶9-10

Dwoda, November 13

Ma w’ani nku baguam akenkan, afotu, ne nkyerɛkyerɛ ho.—1 Tim. 4:13.

Sɛ woyɛ onua a woabɔ asu a, wubetumi ayere wo ho abɛyɛ ɔkasafo pa ne ɔkyerɛkyerɛfo pa. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ wode “w’adwene nyinaa si so” sɛ wobɛyɛ ɔkenkanfo pa, ɔkasafo pa ne ɔkyerɛkyerɛfo pa a, ɛbɛma w’atiefo anya wo so mfaso. (1 Tim. 4:15) Ɔkasa su biara a ɛwɔ Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho nhomawa no mu no, fa si w’ani so sɛ wubesua na wode ayɛ adwuma. Su ahorow no, sua no mmaako, mmaako. Ɛyɛ a bobɔ so wɔ fie na sɛ wunya ɔkasa a, hwɛ sɛ wode bɛyɛ adwuma. Bisa ɔfotufo boafo no, anaa asafo mu mpanyimfo afoforo a “wɔbɔ mmɔden wɔ ɔkasa ne nkyerɛkyerɛ mu no,” na wɔmma wo nyansahyɛ. (1 Tim. 5:17) Ɛnyɛ ɔkasa su no a wobɛte ase na wode ayɛ adwuma no nko ara na ɛsɛ sɛ wode w’adwene si so; mmom ɛsɛ sɛ woboa atiefo ma wɔhyɛ wɔn gyidi den anaa wokanyan wɔn ma wɔde nea wɔresua no yɛ adwuma. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma wo ne wɔn a wɔretie wo no nyinaa ani agye paa. w21.08 24 ¶17

Benada, November 14

Mommrɛ mo ho ase na mummu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.—Filip. 2:3.

Sɛ yebu afoforo sɛ wɔkyɛn yɛn a, wɔn a wɔwɔ ɔdom akyɛde bi a yenni bi, anaasɛ wonim biribi yɛ sen yɛn no, yɛne wɔn rensi akan. Mmom, ɛbɛyɛ yɛn dɛ sɛ wɔbɔ wɔn ho mmɔden. Na sɛ yehu sɛ wɔde wɔn dom akyɛde no resom Yehowa de a, ɛma yɛn ani gye kɛse. Sɛ ɛba saa a, yɛn nyinaa bɛboa ma asomdwoe ne baakoyɛ adi hene wɔ asafo no mu. Sɛ yegye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na yebetumi ayɛ a, ɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Wei bɛboa yɛn na yɛn ani ammere yɛn nuanom. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛrenyɛ biribiara mfa nkyerɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sen obiara. Mmom, wɔn a wɔbɔ mmɔden sen yɛn no, yebesua biribi afi wɔn hɔ. Yɛmfa no sɛ onua bi wɔ asafo no mu a otumi ma ɔkasa ma ekanyan atiefo paa. Yebetumi abisa no ama wakyerɛ yɛn sɛnea osua ne kasa no. Sɛ onuawa bi nim aduan yɛ a, yebetumi abisa no ma wakyerɛ yɛn. w21.07 15-16 ¶8-9

Wukuda, November 15

Ntɛnkyea biara nni [Yehowa akwan] mu.—Deut. 32:4.

Numeri nhoma no mu no, Yehowa kaa sɛ wonkum Israelni bi a ɔkɔsesaw anyina Homeda. Sɛ yɛhwɛ Samuel nhoma a ɛto so mmienu no mu nso a, mfe pii akyi no, bere a Ɔhene Dawid sɛee aware na okum ɔbea no kunu pii so no, Yehowa de kyɛɛ no. (Num. 15:32, 35; 2 Sam. 12:9, 13) Ebia yebebisa sɛ, ‘Adɛn nti na Dawid sɛee aware na okum obi kaa ho no, Yehowa de kyɛɛ no, na ɔbarima a asɛ ne bɔne no nhyɛ da nyɛ kɛse no de, ɔma wokum no?’ Ɛnyɛ bere nyinaa na Bible ka biribiara a ɛfa asɛm bi a esii ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yenim sɛ Dawid fii ne koma nyinaa mu nuu ne ho. (Dw. 51:2-4) Nanso ɔbarima a obuu Homeda mmara no so no nso ɛ, na ne suban te sɛn? Onuu ne ho wɔ nea ɔyɛe no ho anaa? Ná wabu Yehowa mmara so pɛn? Ebetumi aba sɛ na wɔabɔ no kɔkɔ pɛn na obuu n’ani guu so anaa? Bible no nka. Nanso yebetumi anya yɛn Nyankopɔn no mu ahotoso, efisɛ yenim sɛ ɔyɛ “ɔtreneeni wɔ n’akwan nyinaa mu.”—Dw. 145:17. w22.02 2-3 ¶3-4

Yawda, November 16

Nyansa ne ahobrɛasefo na ɛte.—Mmeb. 11:2.

Sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɔrenyɛ ade a ɛboro n’ahoɔden so. Ɛno nti, n’ani bɛkɔ so agye na wayere ne ho ayɛ nea obetumi biara. Obi a ɔbrɛ ne ho ase no, yebetumi de no atoto drɔbani a ɔreka kar na ɔrebɛforo bepɔw ho. Sɛ obetumi aforo a, gye sɛ ɔsesa gyia no ma kar no mmirika ba fam. Ɛwom sɛ ɔbɛkɔ brɛoo de, nanso ɔde nkakrankakra bɛforo. Saa pɛpɛɛpɛ na obi a ɔbrɛ ne ho ase nso nim bere a ɛsɛ sɛ “ɔsesa ne gyia” ma ne mmirika ba fam, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔ so asom Yehowa na waboa afoforo. (Filip. 4:5) Wo de, ma yɛnhwɛ Basilai. Bere a Ɔhene Dawid too nsa frɛɛ no sɛ ɔmmɛka n’ahemfie mpanyimfo ho no, na wadi mfe 80. Esiane sɛ na Basilai gye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ nti, wankɔ. Ohui sɛ n’ahoɔden so atew. Enti ɔkaa sɛ Kimham a ɔyɛ aberante no mmom nkosi n’anan. (2 Sam. 19:35-37) Sɛ anuanom a wɔn mfe akɔ anim no suasua Basilai a, wɔn ani begye sɛ wɔde hokwan no bɛma mmerante ama wɔasom. w21.09 10 ¶6-7

Fida, November 17

Obiara nnim onipa ko a Ɔba no yɛ, gye Agya no, na obiara nnim onipa ko a Agya no yɛ, gye Ɔba no, ne nea Ɔba no pɛ sɛ ɔda Agya no adi kyerɛ no no.—Luka 10:22.

Ɛyɛ den ma wo sɛ wubehu Yehowa sɛ Agya a ɔdɔ yɛn anaa? Saa na yɛn mu bi te nka. Sɛ wo papa anaa obi a ɔtetee wo ne wo anni no yiye a, ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubehu Yehowa sɛ Agya a ɔdɔ ne mma. Nanso sɛ yehu sɛ Yehowa te nea yɛrefa mu no nyinaa ase a, ɛkyekye yɛn werɛ paa. Ɔpɛ sɛ ɔbɛn yɛn. Ɛno nti, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yak. 4:8) Yehowa dɔ yɛn, na ɔma yehu sɛ ɔyɛ Agya a ne so bi nni. Yesu betumi aboa yɛn ama yɛabɛn Yehowa. Yesu nim Yehowa yiye, na osuasua ne suban pɛpɛɛpɛ. Enti ɔkaa sɛ: “Obiara a wahu me no ahu Agya no nso.” (Yoh. 14:9) Yesu te sɛ yɛn nua panyin, enti ɔkyerɛ yɛn sɛnea yebenya obu ama yɛn Agya na yɛatie n’asɛm. Afei nso, ɔkyerɛ yɛn nea yɛn Agya ani nnye ho, ne nea yɛyɛ a, ɛbɛma wagye yɛn atom. Nanso nea ɛkɔɔ so wɔ Yesu asetenam wɔ asaase so no, ɛno paa na ɛma yehu sɛ Yehowa yam ye na ɔwɔ ɔdɔ. w21.09 21 ¶4-5

Memeneda, November 18

Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no.—1 Pet. 5:2.

Yehowa asomfo de baakoyɛ resom nokware Nyankopɔn koro no. Yehowa de adwumasono bi ahyɛ asafo mu mpanyimfo nsa sɛ wɔnhwɛ mma asafo no ho ntew. Sɛ Kristoni bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, Yehowa pɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ sɛ ɛfata sɛ onii no kɔ so tena asafo no mu anaa. Ade baako a ɛsɛ sɛ wotumi hu ne sɛ, onipa no anu ne ho ampa anaa. Ebia ɔbɛka sɛ wanu ne ho, nanso ɛyɛ ampa sɛ ɛyɛ ne yaw paa sɛ ɔyɛɛ saa bɔne no? Wasi ne bo sɛ ɔrenyɛ saa bɔne no bio anaa? Sɛ fekubɔne na ɛma ɔyɛɛ bɔne no a, wayɛ n’adwene sɛ obetwa ayɔnkofa a ɛte saa mu anaa? Afei, mpanyimfo no bɛbɔ mpae, na wɔahwɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka fa asɛm no ho. Wowie a, wɔbɛhwɛ sɛnea ɔbɔnefo no te nka wɔ bɔne a ɔyɛe no ho. Ɛno akyi no, wɔbɛhwɛ sɛ wɔbɛma ɔbɔnefo no akɔ so atena asafo no mu anaasɛ wobetu no. Ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ wotu ɔbɔnefo no.—1 Kor. 5:11-13. w22.02 5 ¶11-12

Kwasida, November 19

Monhyɛ suban foforo . . . no.—Kol. 3:10.

Sɛ afei ara na yɛabɔ asu oo, sɛ yɛbɔɔ asu akyɛ oo, yɛn nyinaa pɛ sɛ yenya suban a Yehowa ani gye ho. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, nneɛma a yedwen ho no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ no yiye. Adɛn ntia? Efisɛ nea yedwen ho no, ɛno ne ade titiriw a ɛma yenya suban a yɛwɔ no. Sɛ daa yedwen nea honam no pɛ ho a, ɛremma yɛn kasa ho ntew, na yɛbɛyɛ nneɛma bɔne nso. (Efe. 4:17-19) Nanso, sɛ yedwen nneɛma pa ho a, yɛn kasa ne yɛn nneyɛe bɛsɔ yɛn Agya Yehowa ani. (Gal. 5:16) Ne nyinaa mu no, ɛnyɛ dɛn ara a nsusuwii bɔne bi betumi awura yɛn adwene mu. Nanso yɛpɛ a, ɛnna yɛbɛyɛ nea aba yɛn adwene mu no. Ansa na yebetumi abɔ asu no, kasa ne nneyɛe a Yehowa kyi no, ɛsɛ sɛ yegyae. Ɛno ne ade a edi kan a ɛho hia paa sɛ yɛyɛ de yi suban dedaw no gu. Nanso sɛ yebetumi asɔ Yehowa ani yiye a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ suban foforo no nso. w22.03 8 ¶1-2

Dwoda, November 20

Akwan nyinaa mu, modaa mo ho adi sɛ mo ho tew asɛm yi mu.—2 Kor. 7:11.

Ɛnyɛ mmerɛw sɛ mpanyimfo no behu sɛ obi a wayɛ bɔne a emu yɛ duru anu ne ho ampa. Adɛn ntia? Mpanyimfo no rentumi nhu nea ɛwɔ obi komam. Enti onua no nneyɛe na ɛbɛma wɔahu sɛ wagye atom sɛ nea ɔyɛe no nye, na afei de wanu ne ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hu adanse a ɛkyerɛ paa sɛ, ɔbɔnefo no asesa n’adwene ne ne suban. Ebetumi akyɛ paa ansa na watumi ayɛ nsakrae a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Sɛ wotu obi a, ade baako a ɔbɛyɛ de akyerɛ sɛ wanu ne ho ampa ne sɛ ɔbɛba adesua daa. Afei nso, afotu a mpanyimfo no de bɛma no sɛ ɔmmɔ mpae na onsua Bible daa no, ɔde bɛyɛ adwuma. Bio nso, ɔbɛhwɛ yiye paa na nea ɛma ɔkɔyɛɛ bɔne no, wansan ankɔ ho bio. Sɛ ɔyere ne ho siesie ɔne Yehowa ntam a, obetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa de ne bɔne no bɛkyɛ no korakora, na mpanyimfo no bɛsan agye no aba asafo no mu. w21.10 6 ¶16-18

Benada, November 21

Nyɛ ohoni a wɔasen biara anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asaase so . . . sɛso biara mfa. Nkotow wɔn.—Ex. 20:4, 5.

Ná Yesu dɔ Onyankopɔn paa, enti bere a na ɔwɔ soro ne bere a ɔbaa asaase so nyinaa, Yehowa nko ara na ɔsom no. (Luka 4:8) N’asuafo no nso, ɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ saa ara. Yesu ne n’asuafo anokwafo no amfa ahoni anaa biribi foforo biara ansom Onyankopɔn. Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ Honhom nti, biribiara nni hɔ a obi betumi ayɛ de agyina hɔ ama Yehowa! (Yes. 46:5) Na wɔn a nkurɔfo bu wɔn sɛ wɔyɛ ahotefo a wɔyɛ wɔn ahoni na wɔbɔ wɔn mpae no nso ɛ? Mmara a ɛto so mmienu wɔ Mmara Nsɛm Du no mu no na Yehowa kaa asɛm a ɛwɔ nnɛ daa asɛm no mu no. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no, saa asɛm no mu da hɔ; enhia nkyerɛkyerɛmu biara. Abakɔsɛm akyerɛwfo ka sɛ, na tete Kristofo no som Onyankopɔn nko ara. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo suasua ɔkwan a tete Kristofo no faa so som Onyankopɔn no. w21.10 19-20 ¶5-6

Wukuda, November 22

Mma nea ɔwɔ ɔdan atifi no nnsi fam mmmɛfa ne nneɛma wɔ ne fi.—Mat. 24:17.

Yesu bɔɔ Kristofo a na wɔte Yudea no kɔkɔ sɛ bere bi bɛba a, ‘asraafodɔm betwa Yerusalem ho ahyia.’ (Luka 21:20-24) Ɛba saa a, na ɛsɛ sɛ ‘wofi ase guan kɔ mmepɔw so.’ Guan a wobeguan no, ɛno na na ɛbɛma wɔanya nkwa, nanso na wobegyaw wɔn nneɛma bebree hɔ. Bere bi, Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ: “Wogyaw wɔn mfuw ne wɔn afie, na wɔamfa wɔn agyapade a ɛwɔ fie mpo. Bere a na wɔwɔ Yehowa ahobammɔ ne ne mmoa mu ahotoso no, wɔde ne som dii biribi foforo biara a na ɛte sɛ nea ɛho hia no kan.” Ɛde kaa ho sɛ: ‘Sɛnea yebu honam fam nneɛma no, ebia daakye yebehyia ho sɔhwɛ; so ɛno ne ade a ɛho hia sen biara, anaasɛ nkwagye a wɔn a wogyina Onyankopɔn afã benya no na ɛho hia kɛse? Yiw, awiei no ba a, ebetumi ama yɛn ho akyere yɛn na ama yɛahwere nneɛma bi. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ yɛbɛyɛ nea ɛho hia sɛ yɛyɛ biara.’ w22.01 4 ¶7-8

Yawda, November 23

O Onyankopɔn, hwɛ sɛnea wo dɔ a enni huammɔ no som bo!—Dw. 36:7.

Bere a Israelfo tu fii Egypt no, ankyɛ na Yehowa kaa ne din ne ne su ahorow ho asɛm kyerɛɛ Mose. Ɔkaa sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye, nea ne bo mfuw ntɛm, nea ne dɔ a enni huammɔ nni ano, na ne nokwaredi dɔɔso. Ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ nnipa mpempem, na ɔde mfomso ne mmarato ne bɔne kyɛ.” (Ex. 34:6, 7) Yehowa nam nsɛm a ɛhyɛ nkuran a ɔkae yi so maa Mose huu biribi titiriw bi faa ne dɔ a enni huammɔ ho. Ɛyɛ dɛn? Yehowa anka kɛkɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ a enni huammɔ, na mmom ɔkaa sɛ ne “dɔ a enni huammɔ nni ano.” Asɛm a ɛne Yehowa dɔ a enni huammɔ nni ano no san pue mpɛn nwɔtwe wɔ Bible no mu. (Num. 14:18; Neh. 9:17; Dw. 86:15; 103:8; Yoel 2:13; Yona 4:2) Bible mfa saa asɛm yi nka nnipa ho asɛm. Mpɛn dodow a epue wɔ Bible mu nyinaa no, ɛfa Yehowa nko ara ho. Sɛnea Yehowa ankasa asi ne dɔ a enni huammɔ so dua mpɛn pii saa no, wohwɛ a, ɛnyɛ nwonwa? w21.11 2-3 ¶3-4

Fida, November 24

Munnyae sɛ mudwinnwen mo nkwa ho.—Mat. 6:25.

Awarefo betumi asuasua ɔsomafo Petro ne ne yere nhwɛso no. Bere a edi kan a ɔsomafo Petro hyiaa Yesu no, ɛno akyi bɛyɛ abosome nsia rekɔ afe no, na ɛsɛ sɛ Petro si gyinae bi a ɛho hia paa. Adwuma a na Petro yɛ de hwɛ n’abusua ne mpataayi. Enti bere a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ onyae n’adwuma no na ommedi n’akyi no, na ɛsɛ sɛ odwen n’abusua ho. (Luka 5:1-11) Ne nyinaa mu no, osii gyinae sɛ obedi Yesu akyi ne no akɔka asɛmpa no. Ɛda adi sɛ, Petro yere nso taa n’akyi. Bible ma yehu sɛ Yesu wusɔre akyi no, anyɛ hwee koraa no, Petro ne ne yere tutuu akwan kakra. (1 Kor. 9:5) Akyinnye biara nni ho sɛ, esiane sɛ na ne yere no yɛ Kristoni bea a ɔyɛ nhwɛso pa nti, ɛmaa Petro tumi de ahotoso tuu Kristofo awarefo fo. (1 Pet. 3:1-7) Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ, sɛ yɛde Ahenni no di kan wɔ yɛn asetena mu a ɔbɛhwɛ ama yɛn nsa aka nea yehia no, ɛda adi sɛ na Petro ne ne yere wɔ mu ahotoso.—Mat. 6:31-34. w21.11 18 ¶14

Memeneda, November 25

Munsuasua me.—1 Kor. 11:1.

Ná ɔsomafo Paul dɔ ne nuanom Kristofo. Okum ne ho maa wɔn. (Aso. 20:31) Ɛno nti, na ne nuanom Kristofo nso dɔ no paa. Bere bi, mpanyimfo a ɛwɔ Efeso no tee sɛ wɔrenhu Paul bio. Wei maa “wɔn nyinaa sui yiye.” (Aso. 20:37) Ɛnnɛ, asafo mu mpanyimfo nso wɔ ahofama, wɔdɔ wɔn nuanom, na wɔyɛ nea wobetumi biara de boa wɔn. (Filip. 2:16, 17) Nanso ɛtɔ da a, mpanyimfo no hyia ɔhaw ahorow bi. Dɛn na ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi adi saa ɔhaw no so? Mpanyimfo a wɔbɔ wɔn ho mmɔden yi betumi asuasua Paul. Ná ɔnyɛ ɔsoro abɔfo. Ná bɔne wɔ Paul ho, enti ɛtɔ da a, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ. (Rom. 7:18-20) Afei nso, ohyiaa ɔhaw bebree. Nanso, Paul ampa abaw anaa n’anigye ansɛe. Sɛ mpanyimfo no suasua Paul a, wobetumi adi ɔhaw a wohyia no so, na wɔakɔ so de anigye asom Yehowa. w22.03 26 ¶1-2

Kwasida, November 26

Munni me home nna. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.—Lev. 19:3.

Leviticus 19:3 kaa sɛ, wonni Homeda. Kristofo nhyɛ Mmara no ase, enti Homeda a na Israelfo di no nnawɔtwe biara no, enhia sɛ yedi bi. Nanso sɛnea Homeda no boaa Israelfo no, yebetumi asua nneɛma pii afi mu. Sɛ edu Homeda a, na Israelfo no nyɛ adwuma; na wɔde saa bere no som Onyankopɔn. Ɛno nti, edu Homeda a, na Yesu kɔ hyiadan a ɛwɔ ne kurom hɔ kɔkenkan Onyankopɔn asɛm. (Ex. 31:12-15; Luka 4:16-18) Onyankopɔn ahyɛde a ɔde mae wɔ Leviticus 19:3 sɛ ‘wonni ne home nna’ no, ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yeyi bere si hɔ de som Onyankopɔn yiye. Wohwɛ w’asetena mu a, wuhu sɛ ehia sɛ woyɛ nsakrae a ɛbɛma woatumi asom Onyankopɔn yiye anaa? Sɛ daa, wuyi bere si hɔ de yɛ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho a, wo ne Yehowa ayɔnkofa mu bɛyɛ den, na ɛno bɛma woayɛ kronkron. w21.12 5 ¶13

Dwoda, November 27

Mamma sɛ merebɛfrɛ atreneefo. Mmom mebae sɛ merebɛfrɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.—Luka 5:32.

Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔne nnipa ahorow nyinaa bɔe. Ɔne asikafo ne atumfo didii, nanso ahiafo ne mmɔborɔwafo paa na onyaa bere maa wɔn. Bio nso, na ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn a na nkurɔfo bu wɔn sɛ “nnebɔneyɛfo” no. Nea Yesu yɛe no too ebinom a na wobu wɔn ho sɛ atreneefo no hintidua. Ɛno nti, wobisaa Yesu asuafo no sɛ: “Adɛn nti na mo ne wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo didi na monom?” Ɛnna Yesu faa kyerɛwsɛm a ɛnnɛ daa asɛm no gyina so no de buae. (Luka 5:29-31) Bere tenteenten ansa na Mesia no reba no, odiyifo Yesaia ka too hɔ sɛ, sɛ Mesia no ba a nnipa rennye no nni. Nkɔmhyɛ no kaa sɛ: “Nnipa buu no animtiaa, na wɔpoo no . . . Ná ɛte sɛ nea wɔde n’anim ahintaw yɛn. Nnipa buu no animtiaa, na yɛamfa no anyɛ hwee.” (Yes. 53:3) Ná “nnipa” bɛpo Mesia no, enti na anka ɛsɛ sɛ Yudafo a ɛwɔ Yesu bere so no hu sɛ nkurɔfo rennye Yesu nni. w21.05 8-9 ¶3-4

Benada, November 28

Yehowa bɛma no so.—Yak. 5:15.

Ná ɛyɛ den ma tete Kristofo binom sɛ wɔde afotu bɛyɛ adwuma ntɛm. (Yak. 1:22) Ná ebinom nso bu asikafo sen ahiafo. (Yak. 2:1-3) Afei nso, na ebinom ano nna. (Yak. 3:8-10) Ɔhaw a na Kristofo no refa mu no, na ani sõsõ paa, nanso na Yakobo gye di sɛ wobetumi asesa. Oyii ne yam de afotu maa wɔn, nanso wamfa anwadawada. Afei nso, wɔn a na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ nsakrae no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmma mpanyimfo no mmoa wɔn. (Yak. 5:13, 14) Asuade no: Ka ɔhaw no ho asɛm, nanso nya adwempa sɛ nkurɔfo betumi asesa. Wɔn a yɛne wɔn sua Bible no, wɔn mu bebree wɔ hɔ a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔde Bible mu afotu bɛyɛ adwuma. (Yak. 4:1-4) Ebia ɛbɛkyɛ ansa na wɔatumi atu subammɔne ase, na wɔabɔ bra pa. Ɛsɛ sɛ yenya akokoduru de wae ɔhaw no anim, na yɛboa yɛn Bible asuafo ma wohu baabi a ehia sɛ wɔyɛ nsakrae. Afei nso, ɛsɛ sɛ yenya adwempa sɛ wobetumi asesa, na yenya Yehowa mu ahotoso sɛ, sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase a, Yehowa bɛtwe wɔn na wama wɔn ahoɔden a wɔde bɛyɛ nsakrae.—Yak. 4:10. w22.01 11 ¶11-12

Wukuda, November 29

Obiara a mmɔborɔwafo su a, osisiw n’aso no, ɔno nso bɛfrɛ, na wɔrennye no so.—Mme 21:13.

Kristofo nyinaa pɛ sɛ wosuasua Yehowa mmɔborɔhunu. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, wɔn a wonhu afoforo mmɔbɔ no, Yehowa rentie wɔn. Yɛn mu biara pɛ sɛ Yehowa tie ne mpaebɔ, enti yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yebehu afoforo mmɔbɔ. Sɛ yɛn nua bi a ɔrehu amane ka ne haw kyerɛ yɛn a, ɛnsɛ sɛ yebu nnua gu yɛn asom, mmom ɛsɛ sɛ bere nyinaa yɛyɛ krado sɛ yebetie “mmɔborɔwafo su.” Saa ara na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde Bible mu afotu yi bɛyɛ adwuma: “Nea onhu nnipa mmɔbɔ no, ɔno nso wɔrenhu no mmɔbɔ wɔ atemmu mu.” (Yak. 2:13) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom sɛ ehia sɛ wohu yɛn mmɔbɔ a, yɛn nso ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebehu afoforo mmɔbɔ. Bere a ɛsɛ sɛ yehu obi mmɔbɔ paa ne bere a ɔbɔnefo a wanu ne ho asan aba asafo no mu no. Bible mu nhwɛso pii wɔ hɔ a ɛfa wɔn a wɔdaa ayamye ne mmɔborɔhunu adi ho a ebetumi aboa yɛn ma yɛahu nkurɔfo mmɔbɔ, na yɛne wɔn anni no atirimɔden so. w21.10 12 ¶16-17

Yawda, November 30

Montena ha, na merekɔ noho akɔbɔ mpae aba.—Mat. 26:36.

Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu, na ɔde ne som adwuma no aba awiei wɔ asaase so no, ɔyɛe sɛ ɔbɛkɔ akɔpɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm akɔhyɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adwinnwen nneɛma ho na wabɔ mpae. Wei nti ɔkɔɔ Getsemane turo no mu. Saa bere no, Yesu de mpaebɔ ho afotu bi a ɛho hia paa maa n’asuafo no. Bere a Yesu ne n’asuafo no koduu Getsemane turo no mu no, na ade asa paa; ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ anadwo dasum. Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ ‘monkɔ so nwɛn,’ na ogyaw wɔn hɔ kɔbɔɔ mpae. (Mat. 26:37-39) Nanso bere a Yesu rebɔ mpae no, nna wiaa wɔn. Bere a ɔbɛtoo wɔn sɛ wɔadeda no, ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ “monkɔ so nwɛn na mommɔ mpae daa.” (Mat. 26:40, 41) Yesu hui sɛ nea na n’asomafo no afa mu no sõ, na na wɔabrɛ nso. Yesu tee wɔn ase, na ɔkaa sɛ “honam no yɛ mmerɛw.” Ne nyinaa akyi no, Yesu kɔe mprenu bio kɔbɔɔ mpae. Sɛ́ anka n’asuafo no bɛbɔ mpae no, emu biara a ɔbɛba no, na wɔadeda.—Mat. 26:42-45. w22.01 28-29 ¶10-11

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena