Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es23 kr. 118-128
  • December

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • December
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2023
  • Nsɛmti Nketewa
  • Fida, December 1
  • Memeneda, December 2
  • Kwasida, December 3
  • Dwoda, December 4
  • Benada, December 5
  • Wukuda, December 6
  • Yawda, December 7
  • Fida, December 8
  • Memeneda, December 9
  • Kwasida, December 10
  • Dwoda, December 11
  • Benada, December 12
  • Wukuda, December 13
  • Yawda, December 14
  • Fida, December 15
  • Memeneda, December 16
  • Kwasida, December 17
  • Dwoda, December 18
  • Benada, December 19
  • Wukuda, December 20
  • Yawda, December 21
  • Fida, December 22
  • Memeneda, December 23
  • Kwasida, December 24
  • Dwoda, December 25
  • Benada, December 26
  • Wukuda, December 27
  • Yawda, December 28
  • Fida, December 29
  • Memeneda, December 30
  • Kwasida, December 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2023
es23 kr. 118-128

December

Fida, December 1

Wobetie me nne.—Yoh. 10:16.

Ayɔnkofa a emu yɛ den a ɛda oguanhwɛfo ne ne nguan ntam no, Yesu de ayɔnkofa a ɛda ɔne n’akyidifo ntam no totoo ho. (Yoh. 10:14) Ntotoho a ɛte saa fata. Nguan nim wɔn hwɛfo, na wotie ne nne. Ɔkwantufo bi hui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. N’anom asɛm ni: “Ná yɛpɛ sɛ yetwa nguan bi mfoni. Enti yɛyɛe ara sɛ anka wɔbɛbɛn yɛn nanso wɔamma efisɛ na wonnim yɛn nne. Ankyɛ na abarimaa bi a ɔhwɛ nguan no bae; obuee n’ano ara na wodi n’akyi.” Ɔkwantufo no suahu no ma yɛkae asɛm bi a Yesu ka faa ne nguan anaa n’asuafo no ho no. Ɔkaa sɛ: “Wobetie me nne.” Nanso Yesu wɔ soro, enti yɛbɛyɛ dɛn atie no? Ade titiriw a yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛretie yɛn Wura nne ne sɛ yɛde ne nkyerɛkyerɛ bɛbɔ yɛn bra.—Mat. 7:24, 25. w21.12 16 ¶1-2

Memeneda, December 2

Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na wontumi nna Onyankopɔn anuonyam adi.—Rom. 3:23.

Ansa na ɔsomafo Paul rebɛyɛ Kristoni no, na n’asɛm yɛ den, na ɔne Kristofo no dii no nwenweenwene. Nanso akyiri yi, ogyee ne mfomso toom, na ɔsesaa ne suban. (1 Tim. 1:12-16) Yehowa mmoa nti, Paul bɛyɛɛ ɔhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ, ayamhyehye ne ahobrɛase. Wamfa n’adwene asi ne sintɔ no so. Mmom, na ogye di sɛ Yehowa de ne bɔne bɛkyɛ no. (Rom. 7:21-25) Paul annya adwene sɛ ne sintɔ no befi hɔ. Mmom, ɔyeree ne ho sɛ obenya suban a ɛyɛ fɛ. Afei nso, ɔbrɛɛ ne ho ase maa Yehowa boaa no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi awie ne som adwuma no. (1 Kor. 9:27; Filip. 4:13) Ɛnyɛ sɛ bɔne nni asafo mu mpanyimfo ho nti na wɔpaw wɔn. Enti, Yehowa hwɛ kwan sɛ wobegye wɔn mfomso atom na wɔayere wɔn ho anya suban pa. (Efe. 4:23, 24) Ɛsɛ sɛ asafo mu panyin de Onyankopɔn Asɛm pɛɛpɛɛ ne ho mu hwɛ, na ɔyɛ nsakrae biara a ehia. Ɔyɛ saa a, Yehowa bɛboa no ama n’ani agye, na watumi ayɛ n’adwuma yiye.—Yak. 1:25. w22.03 29-30 ¶13-15

Kwasida, December 3

Munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn.—Mat. 7:1.

Sɛ yehu sɛ yɛabu yɛn yɔnko Kristoni bi atɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, etwa sɛ yɛdɔ yɛn nuanom. (Yak. 2:8) Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛde nkotosrɛ kɔ Yehowa anim, na yɛsrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn na yennyae atɛn a yebu nkurɔfo no. Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa hu sɛ nea yɛabɔ ho mpae no yɛ yɛn ahiasɛm a, yɛbɛka abɛn onii a yɛakasa atia no no. Yebetumi ne no akɔ asɛnka, anaa yɛato nsa afrɛ no ma ɔne yɛn abedidi. Sɛ yɛde nkakrankakra hu yɛn nua no yiye a, yebetumi asuasua Yehowa ne Yesu, na yɛde yɛn adwene asi ne suban pa so. Yɛyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛretie oguanhwɛfo pa no ahyɛde a ɛne sɛ yennyae atɛn a yebu nkurɔfo no. Sɛnea nguan tie wɔn hwɛfo nne no, saa ara na Yesu akyidifo nso tie ne nne. Sɛ yɛka “nguankuw ketewa” no ho oo, sɛ yɛka “nguan foforo” no ho oo, momma yentie oguanhwɛfo pa no nne, na yenni n’ahyɛde so.—Luka 12:32; Yoh. 10:11, 14, 16. w21.12 19 ¶11; 21 ¶17-18

Dwoda, December 4

Wamfa mpanyimfo no afotu no.—1 Ahe. 12:8.

Bere a Rehoboam bɛyɛɛ Israel hene no, ɔmanfo no de wɔn adesrɛ bi bɛtoo n’anim. Wɔsrɛɛ no sɛ, adesoa duruduru a ne papa Solomon de too wɔn so no, ɔmma emu nyɛ hare mma wɔn. Rehoboam yɛɛ ade paa, efisɛ ɔne Israel mpanyimfo kotuu agyina sɛnea ɛbɛyɛ a obehu asɛm a ɔde bebua ɔmanfo no. Mpanyimfo no tuu ɔhene no fo sɛ, sɛ ɔyɛ ɔmanfo no abisade ma wɔn a, wɔbɛtaa n’akyi daa. (1 Ahe. 12:3-7) Ɛda adi sɛ, saa afotu no ansen Rehoboam tirim, enti ɔne mmerante a ɔne wɔn sii so no nso kotuu agyina. Wotuu no fo sɛ, ɔmfa adesoa no bi nka ho mma ɔmanfo no. (1 Ahe. 12:9-11) Anka Rehoboam betumi abisa Yehowa ma wakyerɛ no afotu no mu nea ɔmfa nyɛ adwuma. Nanso, mmerante no afotu mmom na ɔde yɛɛ adwuma. Nea Rehoboam yɛe no de nsunsuanso bɔne brɛɛ ɔne Israel man no nyinaa. Yɛn nso, ɛnyɛ bere nyinaa na yɛn ani begye afotu a wɔde bɛma yɛn no ho. Nanso, sɛ egyina Onyankopɔn Asɛm so a, ɛnde ɛsɛ sɛ yetie. w22.02 9 ¶6

Benada, December 5

Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden.—Mmeb. 20:29.

Sɛ obi brɛ ne ho ase a, nea mmerante tumi yɛ na ɔde n’adwene si so, ɛnyɛ nea wontumi nyɛ. Ɔne wɔn rensi akan na mmom obebu wɔn sɛ ne mfɛfo adwumayɛfo. Anuanom a wɔn ani afi no bu mmerante ne mmabaa sɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ, na wɔkyerɛ ho anisɔ. Bere a anuanom a wɔn ani afi ahoɔden so retew no, ɛyɛ wɔn dɛ sɛ wɔwɔ mmerante ne mmabaa a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛtoa adwuma no so asom asafo no. Sɛ yɛrepɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔmaa kwan maa wɔn a wɔn mfe nkɔɔ anim boaa wɔn a, ɛho nhwɛso baako paa ne Naomi a Bible ka ne ho asɛm no. Bere a Naomi babarima a na Rut ware no no wui no, Naomi ka kyerɛɛ Rut sɛ ɔnsan nkɔ n’abusuafo nkyɛn. Nanso Rut ampene, na ɔkae sɛ nsu mu oo, awia mu oo, obedi Naomi akyi akɔ Betlehem. Ɛbaa saa no, Naomi penee so ne no kɔe. (Rut 1:7, 8, 18) Hwɛ sɛnea ɛno boaa wɔn mmienu nyinaa! (Rut 4:13-16) Sɛ anuanom a wɔn ani afi brɛ wɔn ho ase a, wobesuasua Naomi nhwɛso no. w21.09 10-11 ¶9-11

Wukuda, December 6

‘Onyankopɔn nyɛ obi a ɔnteɛ, enti ne werɛ remfi mo adwuma ne ɔdɔ a moda no adi no.’—Heb. 6:10.

Yɛn Agya a ɔwɔ soro no nso nim nea yɛn mu biara betumi ayɛ. Ebia wubetumi ayɛ pii asen nnipa bebree a wunim wɔn. Anaasɛ ebia onyin, yare, anaa asɛde a wowɔ wɔ abusua mu nti, worentumi nyɛ pii sɛnea afoforo yɛ no. Nanso, mma w’abam mmu. (Gal. 6:4) Yehowa werɛ remfi adwuma a woyɛ no. Sɛ ɔdɔ na ɛka wo ma woyɛ nea wubetumi nyinaa a, ɛnde n’ani bɛsɔ. Nea woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ mpo, Yehowa nim. Nea wutumi yɛ wɔ ne som mu no, ɔpɛ sɛ ɛma wunya anigye ne akomatɔyam. Seesei mpo yɛn asom dwo yɛn, efisɛ yenim sɛ, sɛ Yehowa asomfo hyia ɔhaw a, ɔboa wɔn. (Yes. 41:9, 10) Yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yɛn ani gye sɛ yɛresom yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no, efisɛ ɔfata sɛ n’abɔde nyinaa de “anuonyam ne nidi” ma no.—Adi. 4:11. w22.03 24 ¶16; 25 ¶18

Yawda, December 7

Mitutu mmirika de wo mmara nsɛm yɛ adwuma; mentwentwɛn me nan ase.—Dw. 119:60.

Yɛpɛ sɛ yesuasua Yesu nanso sɛ yentumi nsuasua Yesu pɛpɛɛpɛ a, ɛnsɛ sɛ yɛn aba mu bu. (Yak. 3:2) Osuani de, ɔyɛ dɛn ara a, ɔrento ne kyerɛkyerɛfo. Nanso sɛ odi mfomso na osua biribi fi mu, na ɔyɛ nea obetumi biara suasua ne kyerɛkyerɛfo no a, nkakrankakra obenya nkɔanim. Yɛn nso, sɛ yɛde nea yɛasua afi Bible mu no bɔ yɛn bra, na yɛyere yɛn ho yɛ nsakrae biara a ehia a, yebetumi adi Yesu nhwɛso akyi pɛɛ. (Dw. 119:59) Pɛsɛmenkominya adonnɔn wiase a yɛte mu yi. Nanso Yehowa nkurɔfo yɛ soronko koraa. Sɛnea Yesu yii ne yam boaa afoforo no, aka yɛn koma paa, na yɛasi yɛn bo sɛ yebesuasua ne nhwɛso no. (1 Pet. 2:21) Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara suasua sɛnea Yesu yii ne yam boaa afoforo no a, yɛn nso, Yehowa begye yɛn atom ama yɛn ani agye. w22.02 24 ¶16; 25 ¶18

Fida, December 8

Emu nsɛm bi asete yɛ den.—2 Pet. 3:16.

Ɛnnɛ Yehowa ma yɛn akwankyerɛ. Ɔkwan baako a ɔfa so yɛ saa ne n’Asɛm Bible no. Sɛ yegye bere dwinnwen nea Yehowa rekyerɛkyerɛ yɛn no ho a, yebetumi adi n’akwankyerɛ so, na yɛayere yɛn ho ayɛ asɛnka adwuma no. (1 Tim. 4:15, 16) “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nso, Yehowa nam wɔn so de akwankyerɛ ma yɛn. (Mat. 24:45) Ɛtɔ mmere bi a, ebia akoa nokwafo no bɛma yɛn akwankyerɛ bi a yɛnte ase papa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia wɔbɛma yɛn akwankyerɛ pɔtee a ɛbɛboa yɛn ama yɛasiesie yɛn ho na sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, yɛatumi anya yɛn ti adidi mu. Ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ baabi a yɛte no, biribi a ɛte saa rentumi nsi. Akwankyerɛ a wɔde ma yɛn no, sɛ ɛyɛ yɛn sɛ ntease nnim a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Dwinnwen Bible mu nsɛm a yɛakenkan no ho. Ɛtɔ da a, akwankyerɛ a na Onyankopɔn nkurɔfo nya no, nnipa ani so de, na ɛte sɛ nea ntease nnim, nanso ɛno na egyee wɔn nkwa.—Atem. 7:7; 8:10. w22.03 18-19 ¶15-16

Memeneda, December 9

Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ.—Luka 23:46.

Ná Yesu wɔ n’Agya mu awerɛhyem paa, enti na ɔkaa asɛm a ɛwɔ kyerɛwsɛm a yɛresusuw ho nnɛ no mu no. Ná Yesu nim sɛ, sɛ obetumi aba nkwa mu bio a, na egyina Yehowa so, na na ogye di paa sɛ n’Agya bɛkae no. Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a Yesu kae no mu? Sɛ wo nkwa da asiane mu mpo a, fa wo ho hyɛ Yehowa nsa. Sɛ wubetumi ayɛ saa a, gye sɛ wode “wo koma nyinaa to Yehowa so.” (Mmeb. 3:5) Momma yɛnhwɛ Joshua. Ɔyɛ Ɔdansefo a na wadi mfe 15; owuyare bi bɔɔ no. Ayaresa biara a na ɛbɛma wabu Onyankopɔn mmara so no, wampene so. Aka bere tiaa bi ama Joshua awu no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Maame, me nkwa wɔ Yehowa nsam. . . . Maame, meka si no pi sɛ: Migye di paa sɛ ɔkwan biara so Yehowa benyan me aba nkwa mu bio. Onim nea ɛwɔ me koma mu, na medɔ no paa.” Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa sɛ, ‘Sɛ biribi a ebetumi ama me nkwa afi me nsa sɔ me gyidi hwɛ a, mede me nkwa bɛhyɛ Yehowa nsa na manya ne mu ahotoso sɛ ɔbɛkae me anaa?’ w21.04 12-13 ¶15-16

Kwasida, December 10

Obiara a ɔma nkurɔfo ho dwo wɔn no, ɔno nso, wɔbɛma ne ho adwo no.—Mmeb. 11:25.

Asɛnka adwuma no ma Yehowa asomfo nya ahoɔden. Sɛ yɛka Bible mu nokwasɛm kyerɛ nkurɔfo a, sɛ wotie oo, wɔantie oo, yɛn ho dwo yɛn, na yenya ahoɔden. Ebinom wɔ hɔ a, wɔn nsɛm tebea nti, ebia wobenya adwene sɛ wɔrentumi nyɛ asɛnka adwuma no pii. Sɛ saa na ɛyɛ wo a, kae sɛ, sɛ woyere wo ho yɛ nea wubetumi a, Yehowa ani begye. Yɛn mu bi wɔ hɔ a yɛpɛ sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no bi, nanso yɛaka dan mu. Yehowa nim ne nyinaa, na asɛnka adwuma no ho anigye a yɛwɔ no nko ara mpo ma n’ani gye. Obetumi abue kwan bi ama yɛn ama yɛatumi aka asɛmpa no akyerɛ wɔn a wɔhwɛ yɛn ne nnuruyɛfo. Sɛ yɛde nea na yetumi yɛ kan no toto nea seesei yɛyɛ ho a, ebetumi ama yɛn abam abu. Nanso sɛ yɛde yɛn adwene si nea Yehowa reyɛ boa yɛn seesei no so a, yebenya ahoɔden na yɛde agyina ɔhaw biara ano. Sɛ yegu nokware aba no a, yɛrentumi nkyerɛ sɛ wei anaa wei na ebefifi na agye ntini.—Ɔsɛnk. 11:6. w21.05 24-25 ¶14-17

Dwoda, December 11

Adɛn nti na woabu Yehowa asɛm animtiaa ayɛ n’ani so bɔne yi?—2 Sam. 12:9.

Anibere maa Ɔhene Dawid werɛ fii nea Yehowa ayɛ ama no no. Ná wama wanya ahonyade, anuonyam, na na waboa no ama wadi n’atamfo pii so nkonim. Dawid ani sɔɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama no no, na ɔkaa ho asɛm mpo sɛ “ɛdɔɔso dodo!” (Dw. 40:5) Nanso bere bi, Dawid werɛ fii nea Yehowa ayɛ ama no no. Ɛwom sɛ na Dawid wɔ yerenom pii, nanso onyaa ɔbarima foforo yere ho akɔnnɔ bɔne wɔ ne komam. Ná ɔbea no ne Bat-Seba, na na ne kunu nso ne Uria a ɔyɛ Hitini no. Pɛsɛmenkominya nti, Dawid ne Bat-Seba dae, na onyinsɛnee. Awaresɛe no anso hɔ ara, mmom Dawid san yɛɛ nhyehyɛe ma wokum Uria! (2 Sam. 11:2-15) Dawid koraa, na n’adwene yɛ no sɛn? Ná ɛyɛ no sɛ Yehowa renhu anaa? Yehowa somfo a na ɔyɛ ɔnokwafo yi maa pɛsɛmenkominya ne anibere nyaa no, na otwaa so aba yayaayaw. Nanso anigyesɛm ne sɛ, bere bi akyi no, Dawid gyee ne mfomso toom na onuu ne ho. Wo de, hwɛ sɛnea n’ani begye afa bere a Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no no!—2 Sam. 12:7-13. w21.06 17 ¶10

Benada, December 12

Ɛnyɛ nea yɛreka ne sɛ yɛn ara yɛfata yiye . . . , na mmom Onyankopɔn na ɔma yɛfata yiye.—2 Kor. 3:5.

Ebia yennye yɛn ho nni sɛ yebetumi ne obi ayɛ Bible adesua. Ebia yɛn adwene yɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yenya nimdeɛ pii anaa yɛn ho kokwaw ansa na yɛatumi ne obi asua Bible. Sɛ saa na wote nka a, yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ebetumi ama woanya ahotoso. Nea edi kan, Yehowa bu wo sɛ wofata sɛ wokyerɛkyerɛ afoforo. Nea ɛto so mmienu, Yesu a wɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa ama no no na ahyɛ wo sɛ kɔkyerɛkyerɛ. (Mat. 28:18) Nea ɛto so mmiɛnsa, wubetumi ama afoforo nso aboa wo. Yesu nso, nea n’Agya kyerɛkyerɛɛ no no, ɛno ara na ɔno nso de kyerɛkyerɛɛ afoforo, enti wo nso wubetumi ayɛ saa. (Yoh. 8:28; 12:49) Bio nso, wubetumi ama w’asɛnka kuw sohwɛfo, ɔkwampaefo a onim nkyerɛkyerɛ, anaa ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw aboa wo ama wo ne obi afi ase asua Bible. Ɔkwan baako a wubetumi afa so anya ahotoso ne sɛ, wo ne anuanom a wɔn ho akokwaw yi mu bi bɛkɔ akɔyɛ wɔn Bible adesua. w21.07 6 ¶12

Wukuda, December 13

Onipa a odi ade ketewaa mu nokware no, odi pii mu nokware nso, na onipa a ɔnteɛ wɔ ade ketewaa mu no, ɔnteɛ wɔ pii mu nso.—Luka 16:10.

Bere a wiase yi awiei adu apon ano yi, saa bere yi paa na ehia sɛ yenya Yehowa mu ahotoso sɛ n’akwankyerɛ na ɛyɛ papa paa. Adɛn ntia? Ahohiahia kɛse no mu no, akwankyerɛ a wɔde bɛma yɛn no, ebia ɛbɛyɛ yɛn ade foforo koraa, anaa ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛde yɛ adwuma a ɛrenyɛ yiye, anaa ntease nnim. Nanso nea ɛsɛ sɛ yehu ne sɛ, Yehowa rensi mfi soro mmɛkasa nkyerɛ yɛn tẽẽ. Sɛ ɔde akwankyerɛ bi bɛma yɛn a, ebia ɔde bɛfa anuanom a wapaw wɔn a wodi nneɛma anim no so. Wohwɛ a, saa bere no na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn adwene mu yɛ yɛn naa wɔ akwankyerɛ a wɔde bɛma yɛn no ho, na yebisabisa sɛ, ‘Ɛyɛ ampa paa sɛ akwankyerɛ yi fi Yehowa hɔ, anaa anuanom a wodi nneɛma anim no ara na wɔrekeka nea ɛyɛ wɔn dɛ?’ Saa bere no a ato nea ɛyɛ den no, dɛn na wobɛyɛ? Sɛnea woyɛ w’ade wɔ akwankyerɛ a Onyankopɔn ananmusifo de ma yɛn nnɛ ho no, ɛno na ɛbɛkyerɛ nea wobɛyɛ daakye. Akwankyerɛ a wɔde ma yɛn nnɛ no, sɛ wugye tom ntɛm de yɛ adwuma a, ɛda adi sɛ ahohiahia kɛse no mu nso, saa ara na wobɛyɛ. w22.02 6 ¶15

Yawda, December 14

Nea moayɛ no, ɛnsen nea mayɛ anaa?—Atem. 8:2.

Ná Yehowa aboa Gideon ne ne mmarima 300 no ma wɔadi nkonim kɛse bi a anka wobetumi de ahoahoa wɔn ho. Mmarima bi a wofi Efraim abusua mu kohyiaa Gideon. Ɛnyɛ sɛ na wɔrekɔkamfo no, mmom na wɔne no rekɔham efisɛ Gideon amfrɛ wɔn ankɔ ɔko no bi nti. (Atem. 8:1) Gideon maa Efraimfo no huu nneɛma pɔtee bi a Yehowa aboa wɔn ama wɔatumi ayɛ. Ɛno maa mmarima no “bo dwoe.” (Atem. 8:3) Gideon brɛɛ ne ho ase sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛkɔ so atena Onyankopɔn nkurɔfo mu. Nea Efraimfo no yɛe no, nea yebetumi asua afi mu ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma anuonyam a yebenya ho hia yɛn. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribiara de hyɛ Yehowa anuonyam. Mmusua ti ne asafo mu mpanyimfo nso betumi asua biribi afi nea Gideon yɛe no mu. Sɛ yɛyɛ biribi ma ɛhaw obi a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hu nea enti a nea yɛyɛe no ahaw onii ko no. Afei nso, yebetumi ahwɛ biribi a onii no atumi ayɛ no yiye na yɛagyina so akamfo no. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ yenya ahobrɛase. Asomdwoe a ɛbɛtena yɛne yɛn nuanom ntam no ho hia koraa sen sɛ yɛbɛkyerɛ sɛ yɛn na yɛn asɛm yɛ dɛ. w21.07 16-17 ¶10-12

Fida, December 15

Ma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so.—Gen. 1:26.

Yehowa adi yɛn ni sɛ ɔbɔɔ yɛn wɔ ne suban so. Esiane sɛ Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ne suban so nti, yebetumi ada ne su a ɛyɛ fɛ no bebree adi. Ebi ne ɔdɔ, ayamhyehye, nokwaredi ne atɛntrenee. (Dw. 86:15; 145:17) Sɛ yɛda su a ɛte saa adi a, ɛkyerɛ sɛ yedi Yehowa ni, na yɛma ohu sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no. (1 Pet. 1:14-16) Sɛ yɛbɔ yɛn bra ma ɛsɔ yɛn Agya a ɔwɔ soro no ani a, ɛma yɛn ani gye na yɛn koma tɔ yɛn yam. Afei nso, esiane sɛ Yehowa bɔɔ yɛn wɔ ne suban so nti, yebetumi abɛka n’abusua no ho. Yehowa hyɛɛ da yɛɛ baabi papa a yɛbɛtena maa yɛn. Bere tenteenten ansa na Yehowa rebɔ onipa a odi kan no, ɔtɔɔ ne bo ase paa siesiee asaase no. (Hiob 38:4-6; Yer. 10:12) Esiane sɛ Yehowa dwen yɛn ho na ne yam ye nti, wama yɛn nneɛma pa pii a ɛbɛma yɛn ani agye. (Dw. 104:14, 15, 24) Ɛwom ara a, na Yehowa gye bere hwɛ nneɛma a wabɔ no, na na ‘ohu sɛ eye.’—Gen. 1:10, 12, 31. w21.08 3 ¶5-6

Memeneda, December 16

Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abotare, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahohyɛso.—Gal. 5:22, 23.

Ɛyɛ yɛn nyinaa asɛde sɛ yɛka asɛmpa no na yɛyɛ asuafo. (Mat. 28:19, 20; Rom. 10:14) W’ani begye ho sɛ wo ho bɛkokwaw paa wɔ adwuma a ɛho hia saa yi mu anaa? Sɛ woresua Ɔkyerɛkyerɛ nhomawa no a, fa botae pɔtee bi sisi w’ani so na fa nea wusua no yɛ adwuma. Sɛ wode botae resisi w’ani so a, kae sɛ baako a ɛho hia paa ne sɛ wubenya suban a Onyankopɔn ani gye ho. (Kol. 3:12; 2 Pet. 1:5-8) Yɛn nyinaa nyae a anka yɛbɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu asen nea yɛreyɛ seesei. Sɛ yɛkɔ wiase foforo a Onyankopɔn de bɛba no mu a, yebetumi asom no sɛnea yɛpɛ. Enti seesei, nea yetumi yɛ no, sɛ yɛyere yɛn ho yɛ no yiye a, ɛbɛma yɛn ani agye paa na ɛremma nneɛma nhaw yɛn pii. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛbɛma yɛahyɛ Yehowa, “anigye Nyankopɔn” no anuonyam na yɛayi no ayɛ. (1 Tim. 1:11) Enti, hokwan biara a yɛwɔ no, momma yɛn ani nnye ho! w21.08 25 ¶18-20

Kwasida, December 17

Obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no, ɛsɛ sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ.—Heb. 11:6.

Sɛ w’awofo yɛ Yehowa Adansefo a, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ efi wo mmofraase pɛɛ na wofii ase kyerɛɛ wo Yehowa ho ade. Wɔkyerɛɛ wo sɛ ɔno ne Ɔbɔadeɛ no, na ɔwɔ suban a ɛyɛ fɛ. Afei nso, ɔdɔ nnipa nti wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛma asaase no adan paradise. (Gen. 1:1; Aso. 17:24-27) Nanso, nnipa pii nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na kampɛsɛ wɔagye atom sɛ ɔno ne Ɔbɔadeɛ no. Mmom, wogye di sɛ nneɛma a nkwa wom no ara na ɛbae, na nkakrankakra ɛdannan bɛyɛɛ nneɛma akɛse a nkwa wom. Nnipa a wogye saa nkyerɛkyerɛ yi di no, ebinom yɛ nhomanimfo paa. Ebia wɔbɛka sɛ nyansahu ama ada adi sɛ nea Bible ka no nyɛ nokware, na wɔn a wogye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no, wɔyɛ tibɔnkɔso a wonnim hwee; nea wɔbɛte biara na wɔagye adi. Sɛ yɛbɛyɛɛ Yehowa Adansefo akyɛ sɛ dɛn mpo a, ehia sɛ yɛn nyinaa kɔ so hyɛ yɛn gyidi den. Sɛ yɛyɛ saa a, “nyansapɛ ne nnaadaa hunu” a nkurɔfo a wonnye Bible nni kyerɛkyerɛ no, ɛremma yɛn gyidi nhinhim.—Kol. 2:8. w21.08 14 ¶1-3

Dwoda, December 18

Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi.—Adi. 4:11.

Habel, Noa, Abraham, ne Hiob daa no adi sɛ wɔwɔ obu ne ɔdɔ ma Yehowa. Wɔyɛɛ no sɛn? Wɔyɛɛ osetie maa Yehowa, wonyaa ne mu gyidi, na wɔbɔɔ afɔre maa no. Ɛda adi pefee sɛ wɔyɛɛ nea wobetumi biara de hyɛɛ Yehowa anuonyam, na ɔno nso gyee wɔn som toom. Akyiri yi, Yehowa de Mose Mmara no maa Abraham asefo. Nneɛma a na Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ de som no no, saa mmara yi kaa ho asɛm. Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, na Yehowa nhwɛ kwan sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔsom no a, odi Mose Mmara no so. (Rom. 10:4) Ná ɛsɛ sɛ Kristofo di mmara foforo bi so, nea wɔfrɛ no “Kristo mmara no.” (Gal. 6:2) Sɛ wobetumi adi saa “mmara” yi so a, na ɛsɛ sɛ wosuasua Yesu, na wɔde ne nkyerɛkyerɛ bɔ wɔn bra. Ɛnnɛ nso, Kristofo yɛ nea wobetumi biara di Kristo akyi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ Yehowa ani, na ‘wɔanya ɔhome.’—Mat. 11:29. w22.03 20-21 ¶4-5

Benada, December 19

Ná ɔtaa kɔ baabi a atew ne ho kɔbɔ mpae.—Luka 5:16.

Yehowa tie ne mma. Yesu wɔ asaase so no, ɔbɔɔ mpae mpɛn pii, na Yehowa tiee no. Sɛ Yesu rebesi gyinae bi a ɛho hia a, na ɔbɔ mpae, na na Yehowa tie. Ɛho nhwɛso ne bere a na ɔrebɛpaw n’asomafo 12 no. (Luka 6:12, 13) Bere a Yesu kɔɔ ahohia mu a ɔbɔɔ mpae no nso, Yehowa tiei. Aka kakra ma Yuda ayi Yesu ama no, Yesu bɔɔ mpae denneennen de amanehunu a na ɔrebehyia no ho asɛm too n’Agya anim. Yehowa tiee no, na ɔsomaa ɔbɔfo kɔhyɛɛ ne Dɔba no den. (Luka 22:41-44) Ɛnnɛ nso, Yehowa kɔ so ara tie n’asomfo mpaebɔ na obua wɔn mpaebɔ no wɔ bere a ɛsɛ mu. Afei nso, ɔhwɛ nea ɛbɛboa wɔn paa na wayɛ ama wɔn. (Dw. 116:1, 2) Hwɛ sɛnea onuawa bi a ɔwɔ India hui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Ná adwinnwen ahyɛ no so paa, na ofi ne koma nyinaa mu kaa ho asɛm kyerɛɛ Yehowa. Ɔka sɛ: “May 2019 JW Broadcasting® dwumadi a na ɛka sɛnea yebegyina dadwen ano no, ɛno ara na na mihia. Ná ɛyɛ me mpaebɔ no ho mmuae.” w21.09 21-22 ¶6-7

Wukuda, December 20

[Munguan] nkɔ mmepɔw so.—Luka 21:21.

Wohwɛ a, na ɛbɛyɛ mmerɛw ama Kristofo a na ɛwɔ asomafo no bere so sɛ wobegyaw biribiara hɔ akɔ obi man so akofi abrabɔ ase foforo anaa? Ná egye gyidi na wɔatumi de wɔn ho ato Yehowa so sɛ ɔbɛma wɔn nea wohia. Nanso, wonyaa biribi a na ɛbɛboa wɔn. Mfe nnum ansa na Roma asraafo rebetwa Yerusalem ho ahyia no, ɔsomafo Paul de afotu bi a ɛho hia paa maa Hebrifo no. Ɔkaa sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, mmom momma mo ani nsɔ nea mowɔ. Efisɛ waka sɛ: ‘Merennyaw wo da, na merennan m’akyi nkyerɛ wo da biara da.’ Ɛma yenya akokoduru ka sɛ: ‘Yehowa ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?’” (Heb. 13:5, 6) Ɛda adi sɛ, wɔn a wotiee Paul afotu no ansa na Romafo no rebɛtow ahyɛ Yerusalem so no, ɛyɛɛ mmerɛw maa wɔn sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho awiɛmfoɔ wɔ kurow foforo a wɔkɔɔ so no. Ná wɔwɔ awerɛhyem sɛ, Yehowa bɛma wɔn nsa aka nea wohia. w22.01 4 ¶7, 9

Yawda, December 21

[Yehowa] nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu.—Dw. 145:9.

Sɛ yɛka obi a ɔwɔ mmɔborɔhunu a, ebia nea ɛbɛba yɛn adwenem ne obi a odwen afoforo ho, obi a ɔwɔ tema, ɔwɔ ayamhyehye, na ne yam ye. Ebia asɛm a Yesu ka faa Samariani yamyefo bi ho no, ɛno nso bɛba yɛn adwenem. Ná saa ɔbarima no fi ɔman foforo so; ohuu Yudani a na akorɔmfo werɛmfo aboro no agye ne ho nneɛma nyinaa no “mmɔbɔ.” Bere a Samariani no huu Yudani a wɔapirapira no no, “ɔyɛɛ no mmɔbɔ,” enti ɔfaa no kɔhwɛɛ no. (Luka 10:29-37) Saa mfatoho yi ma yehu sɛ mmɔborɔhunu yɛ Onyankopɔn su a ɛyɛ fɛ. Esiane sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn nti, ohu yɛn mmɔbɔ, na da biara oyi ne mmɔborɔhunu adi kyerɛ yɛn wɔ akwan pii so. Biribi foforo nso wɔ hɔ a obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu. Obi a ɔwɔ mmɔborɔhunu no, sɛ ɛsɛ sɛ ɔtwe obi aso na onya nnyinaso papa bi a, otumi twe san. Wei nti, yebetumi aka sɛ Yehowa hu yɛn nyinaa mmɔbɔ, efisɛ “ɔnhwɛ yɛn bɔne ho ne yɛn nni” sɛnea odwontofo no kae no. (Dw. 103:10) Nanso, ɛtɔ da na yɛyɛ bɔne a, Yehowa de ne nan si fam teɛ yɛn so. w21.10 8 ¶1-2

Fida, December 22

Me dɔ a enni huammɔ remfi wo so.—Yes. 54:10.

Yehowa asomfo a ɔne wɔn wɔ ayɔnkofa soronko no nkutoo na oyi ne dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn. Asɛm a Ɔhene Dawid ne odiyifo Daniel kae no ma yehu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Dawid kaa sɛ: “Kɔ so da wo dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn a wonim wo no.” “Yehowa dɔ nni huammɔ, na ɛwɔ hɔ daa ma wɔn a wosuro no.” Daniel nso kaa sɛ: “O Yehowa, nokware Nyankopɔn, wo a . . . woda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn a wɔdɔ wo na wodi wo mmara nsɛm so.” (Dw. 36:10; 103:17; Dan. 9:4) Saa kyerɛwnsɛm yi ma yehu sɛ, Yehowa yi ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ n’asomfo a wonim no, wosuro no, wɔdɔ no, na wodi ne mmara nsɛm so. Yehowa nokware asomfo nko ara na oyi ne dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn. Ansa na yɛrebɛsom Yehowa no, ɔdɔ a ɔda no adi kyerɛ adasamma nyinaa no, ɔdaa bi adi kyerɛɛ yɛn. (Dw. 104:14) Nanso seesei a yɛyɛ n’asomfo no, oyi ne dɔ a enni huammɔ nso adi kyerɛ yɛn. w21.11 4 ¶8-9

Memeneda, December 23

Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no.—Mat. 4:10.

Sɛ ɛdan sɛ boɔ mpo a, yɛawe ahinam so sɛ yebetie Yesu asɛm no. Ɛnnɛ, nnipa bebree atu adi nyamesom akannifo a wɔn ano yɛ dɛ akyi. Wotu tare wɔn ara ma wotumi de wɔn yɛ wɔn nyame mpo. Nkurɔfo bɔ pee so wɔ wɔn asɔredan mu, wɔtɔ wɔn nhoma, na biribiara a esi saa akannifo yi ani so sɛ wɔbɛyɛ no, asɔremma no yi sika akɛse de boa. Akannifo yi bɔ waw koraa a, na asɔremma no bi di akyi. Sɛ asɔremma no hu wɔn a, asɛ wɔahu Yesu ankasa! Nanso nokware Kristofo de, wonni nnipa biara akyi. Ɛwom sɛ yɛde obu ma wɔn a wodi yɛn anim no, nanso Yesu asɛm a emu da hɔ yi na yetie: “Mo nyinaa moyɛ anuanom.” (Mat. 23:8-10) Yɛnsom nnipa. Sɛ onii no yɛ nyamesom kannifo oo, sɛ ɔyɛ ɔmanyɔfo oo, yɛnsom no. Yɛntaa wɔn akyi wɔ biribiara mu, na yɛtwe yɛn ho fi wiase no ho. Nea yɛaka ho asɛm yi nyinaa mu no, yɛnte sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no. Yɛn de, yɛyɛ soronko koraa.—Yoh. 18:36. w21.10 20 ¶6-7

Kwasida, December 24

Mene Yehowa wo Nyankopɔn . . . Nsom onyame foforo biara nka me ho.—Ex. 20:2, 3.

Kristoni biara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kronkron no, ɛnsɛ sɛ obi anaa biribiara ho hia no sen ɔne Onyankopɔn ayɔnkofa. Afei nso, esiane sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo nti, yɛawe ataa so sɛ nneyɛe biara a ebegu Onyankopɔn din kronkron no ho fĩ no, yɛbɛtwe yɛn ho afi ho. (Lev. 19:12; Yes. 57:15) Yehowa maa Israelfo no mmara bebree a na ɛsɛ sɛ wodi so de kyerɛ sɛ ɔno ne wɔn Nyankopɔn. Leviticus 18:4 ka sɛ: “M’atemmusɛm so na munni, na m’ahyɛde mu na monnantew. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.” Yɛhwɛ ti 19 no a, yebehu ‘ahyɛde’ a ɔde maa Israelfo no bi. Ɛho nhwɛso ne nkyekyɛm 5-8, 21 ne 22 a ɛka mmoa a wɔde bɔ afɔre ho asɛm no. Ná ɛsɛ sɛ wɔbɔ afɔre no wɔ ɔkwan bi so a ‘ɛrengu Yehowa nneɛma kronkron ho fĩ.’ Sɛ yɛkenkan saa nkyekyɛm ahorow no a, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Afei nso, ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛbɔ ayeyi afɔre a ɛfata ma no. Ɛno na Hebrifo 13:15 hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ. w21.12 5-6 ¶14-15

Dwoda, December 25

Wo ne ɔbea a wowaree no wo mmeranteberem no ani nnye.—Mmeb. 5:18.

Wɔn a wɔatumi de wɔn ho ato Yehowa so no suahu betumi aboa awarefo a wɔn ani mfii. Awarefo binom de mfe bebree ayɛ bere nyinaa som adwuma no bi. Enti sɛ mopɛ sɛ muhu botae a mubetumi de asisi mo ani so a, mubetumi akogye afotu afi wɔn hɔ. Wei yɛ ɔkwan a mobɛfa so akyerɛ sɛ mode mo ho to Yehowa so. (Mmeb. 22:17, 19) Kae sɛ, Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware. (Mat. 19:5, 6) Ɔpɛ sɛ awarefo ani gye wɔ wɔn aware mu. Awarefo a mo ani mfii, adɛn na montena ase nsese nhwɛ nea mode mo asetena reyɛ? Moreyɛ nea mubetumi nyinaa ama Yehowa ahu sɛ mo ani sɔ nea wayɛ ama mo no anaa? Mommɔ Yehowa mpae. Monhwehwɛ Bible mu nnyinasosɛm a ɛbɛboa mo, na momfa afotu a Yehowa de bɛma mo no nyɛ adwuma. Sɛ moma Yehowa som ho hia mo paa wɔ mo aware mu a, mubetumi anya awerɛhyem sɛ mo ani begye, na mo koma bɛtɔ mo yam! w21.11 18 ¶16; 19 ¶18

Benada, December 26

Yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.—Yak. 3:2.

Yakobo ammu ne ho sɛ ɔkyɛn afoforo. Yakobo ante nka sɛ abusua a ofi mu, ne hokwan ahorow a ɔwɔ nti, ɔsen ne nuanom Kristofo a aka no. Ɔfrɛɛ Kristofo a ɔne wɔn som no sɛ “me nuanom adɔfo.” (Yak. 1:16, 19; 2:5) Wanyɛ biribiara amfa ankyerɛ sɛ, ɔno de bɔne nni ne ho. Asuade no: Kae sɛ yɛn nyinaa yɛ abɔnefo. Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ɔkwan bi so no, yɛsen wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no. Adɛn ntia? Sɛ yɛma yɛn suani no nya adwene sɛ, yɛn de yenni mfomso a, anhwɛ a ɛbɛyɛ no sɛ ɔrentumi nni Onyankopɔn mmara so da. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn suani no hu paa sɛ, yɛn nso, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw ma yɛn sɛ yɛde Bible mu nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma. Afei, sɛ yɛma ohu sɛnea Yehowa aboa yɛn ama yɛayɛ nsakrae a, ɛbɛboa no ama wahu sɛ ɔno nso betumi asom Yehowa. w22.01 11-12 ¶13-14

Wukuda, December 27

Momma adwene a na Kristo Yesu wɔ no bi ntena mo mu.—Filip. 2:5.

Nkakrankakra, sɛ yetumi dwen nneɛma ho te sɛ Yesu a, ɛbɛma yɛatumi asuasua no yiye, na ɛbɛma yɛada ne suban adi kɛse. (Heb. 1:3) Ebia wobɛka sɛ: ‘Yesu de, na bɔne biara nni ne ho, enti merentumi nyɛ te sɛ ɔno da!’ Sɛ saa na wote nka a, kae nea edidi so yi. Nea edi kan, wɔbɔɔ wo wɔ Yehowa ne Yesu suban so. Ɛwom sɛ worentumi nsuasua wɔn pɛpɛɛpɛ, nanso wopɛ a, wubetumi asuasua wɔn sɛnea ɛsɛ. (Gen. 1:26) Nea ɛtɔ so mmienu, Onyankopɔn honhom kronkron no, ɛno ne tumi a ɛsen biara wɔ amansan yi mu. Honhom kronkron no betumi aboa wo ma woayɛ nneɛma a wonna nsoo ho dae mpo. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, Yehowa nhwɛ kwan sɛ suban ahorow a ɛka bom yɛ honhom aba no, wobɛda ne nyinaa adi pɛpɛɛpɛ seesei. Nea ɛwom ne sɛ, Yehowa ayi mfe 1,000 asi hɔ a ɔde bɛtete wɔn a wɔbɛtena asaase so no ama bɔne biara afi wɔn ho. (Adi. 20:1-3) Nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ nnɛ ne sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara, na yɛahwehwɛ ne hɔ mmoa. w22.03 9 ¶5-6

Yawda, December 28

O Yehowa, ansa na me tɛkrɛma bɛka asɛm bi no, na wunim ne nyinaa dedaw.—Dw. 139:4.

Yɛne Yehowa adamfofa no, ɛnyɛ mpaebɔ nko ara na yebetumi afa so ahyɛ mu den. Sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm no, na yɛkɔ adesua a, ɛno nso betumi aboa yɛn ama yɛabɛn Onyankopɔn. Bere a wode sua ade, ne bere a wode kɔ adesua no, biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ na ama wode saa bere no adi dwuma yiye anaa? Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ mewɔ adesua ase anaa meresua ade a, dɛn na ɛtaa twetwe m’adwene?’ Ɛyɛ a nkurɔfo frɛ wo, wunya email anaa text message wɔ wo fon anaa tablɛt so? Sɛ woreyɛ kokoam adesua anaa wowɔ adesua ase, na wuhu sɛ w’adwene rekyinkyin a, srɛ Yehowa na ɔmmoa wo. Ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wode w’adwene besi honhom fam nneɛma so. Nanso ɛho hia paa sɛ woyɛ saa. Enti, bɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn asomdwoe a ɛbɛbɔ wo koma ne ‘w’adwene ho ban’ no.—Filip. 4:6, 7. w22.01 29-30 ¶12-14

Fida, December 29

Yɛ aso na tie anyansafo nsɛm.—Mmeb. 22:17.

Ɔhene Usia poo afotu. Yehowa asɔrefie no fã a asɔfo nko ara na ɛwɔ hokwan sɛ wɔkɔ hɔ no, ɔbɔ wuraa hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam. Yehowa asɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Usia, ɛnyɛ ne kwan so sɛ wobɛhyew aduhuam ama Yehowa! Asɔfo no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔhyew aduhuam.” Dɛn na Usia yɛe? Sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase tiee afotu no, ɛnna ofii asɔrefie hɔ ntɛm a, anka ebia Yehowa de ne bɔne bɛkyɛ no. Nanso, ‘Usia bo fuwii.’ Adɛn nti na wantie afotu no? Ɛbɛyɛ sɛ, ɔtee nka sɛ, esiane sɛ ɔyɛ ɔhene nti, obetumi ayɛ nea ɔpɛ biara. Nanso, Yehowa ani so de, na onni saa hokwan no. Esiane Usia ahomaso no nti, Yehowa maa kwata yɛɛ no, na ‘ɔyaree kwata kosii sɛ owui.’ (2 Be. 26:16-21) Nea Usia yɛe no, asuade a ɛwom ne sɛ, sɛ yɛyɛ hena oo, sɛ yɛyɛ hena oo, sɛ wɔde Bible mu afotu ma yɛn na sɛ yɛpo a, Yehowa ne yɛn betwa ayɔnkofa mu. w22.02 9 ¶7

Memeneda, December 30

Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho mma wɔmpopa mo bɔne. Sɛ moyɛ saa a, ahotɔ mmere befi Yehowa ankasa nkyɛn aba.—Aso. 3:19.

Sɛ obi wɔ “suban dedaw no” a, mpɛn pii no, ne nsusuwii ne ne nneyɛe tɔ kɔ bɔne so. (Kol. 3:9) Ebia ɔyɛ pɛsɛmenkominya, bonniayɛ, ahomaso, na ɛnkyɛ na ne bo afuw. Ebia n’ani gye ho sɛ ɔbɛhwɛ ponografi, ne sini a ahuhubra anaa awudisɛm wom. Ɛwom, ɛnyɛ dɛn ara a ɔwɔ suban pa bi, enti sɛ ɔka asɛm bi anaa ɔyɛ biribi na enye a, ebia n’ahonim tumi haw no. Nanso biribiara mpusuw no sɛ ɔnsesa ne nsusuwii ne ne nneyɛe. (Gal. 5:19-21; 2 Tim. 3:2-5) Esiane sɛ sintɔ wɔ yɛn ho nti, yɛn mu biara nni hɔ a obetumi atu nsusuwii bɔne ne akɔnnɔ bɔne ase afi ne koma ne n’adwene mu korakora. Ɛtɔ da bi a, yɛbɛka asɛm bi anaa yɛbɛyɛ biribi a akyiri yi yebenu yɛn ho. (Yer. 17:9; Yak. 3:2) Nanso sɛ yeyi suban dedaw no gu a, nsusuwii bɔne ne suban bɔne rennya yɛn so tumi bio. Nkurɔfo behu sɛ yɛn suban asesa koraa te sɛ nea yɛayɛ abɔde foforo.—Yes. 55:7. w22.03 3 ¶4-5

Kwasida, December 31

Mommrɛ mo ho ase na mummu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.—Filip. 2:3.

Asafo mu mpanyimfo, ɛyɛ a monhwɛ suban pa a anuanom wɔ. Wɔn nyinaa tɔ sin, nanso wɔn mu biara wɔ suban a ɛyɛ fɛ. Ɛyɛ nokware sɛ, ɛwom ara a ebia ebehia sɛ mpanyimfo no tu onua anaa onuawa bi fo. Nanso sɛnea ɔsomafo Paul yɛe no, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo nso yere wɔn ho paa na wɔamfa wɔn adwene ansi onua bi kasa a ɛnhyɛ nkuran anaa ne nneyɛe bi a ɛhaw adwene so. Mmom, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ɔdɔ a onii no wɔ ma Yehowa, animia a ɔde resom Onyankopɔn, ne nea obetumi ayɛ daakye. Sɛ asafo mu mpanyimfo nya anuanom ho adwempa a, ɛma asafo no mu yɛ dɛ, na obiara ho bae no. Yehowa nhwɛ kwan sɛ mobɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ, mmom nea ɔhwehwɛ fi mo hɔ ne sɛ mubedi nokware. (1 Kor. 4:2) Mo nso, munnya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ani sɔ nea moyɛ wɔ ne som mu no. Ɛremma da sɛ Yehowa ‘werɛ befi mo adwuma ne sɛnea moasom akronkronfo na moda so som wɔn de kyerɛ sɛ modɔ ne din no.’—Heb. 6:10. w22.03 30 ¶19; 31 ¶21

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena