Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es24 kr. 7-17
  • January

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • January
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2024
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dwoda, January 1
  • Benada, January 2
  • Wukuda, January 3
  • Yawda, January 4
  • Fida, January 5
  • Memeneda, January 6
  • Kwasida, January 7
  • Dwoda, January 8
  • Benada, January 9
  • Wukuda, January 10
  • Yawda, January 11
  • Fida, January 12
  • Memeneda, January 13
  • Kwasida, January 14
  • Dwoda, January 15
  • Benada, January 16
  • Wukuda, January 17
  • Yawda, January 18
  • Fida, January 19
  • Memeneda, January 20
  • Kwasida, January 21
  • Dwoda, January 22
  • Benada, January 23
  • Wukuda, January 24
  • Yawda, January 25
  • Fida, January 26
  • Memeneda, January 27
  • Kwasida, January 28
  • Dwoda, January 29
  • Benada, January 30
  • Wukuda, January 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2024
es24 kr. 7-17

January

Dwoda, January 1

Meresoma Timoteo aba mo nkyɛn . . . , efisɛ ɔyɛ me ba a medɔ no na odi nokware wɔ Awurade mu.—1 Kor. 4:17.

Dɛn na ɛmaa Timoteo bɛyɛɛ Yehowa somfo a ɔda ne koma so? Ɛyɛ ne suban pa ntia. (Filip. 2:​19-22) Sɛ yɛhwɛ sɛnea ɔsomafo Paul kaa Timoteo ho asɛm no a, ɛma yehu sɛ na Timoteo brɛ ne ho ase, odi nokware, ɔyɛ mmɔdenbɔfo, na ɔyɛ obi a wubetumi de wo ho ato no so. Ná odwen anuanom no ho paa. Wei nti, na Paul dɔ Timoteo, na anhaw no sɛ ɔde dwumadi akɛseakɛse bɛhyehyɛ ne nsa. Yɛn nso, sɛ yɛyere yɛn ho nya suban pa a, yebetumi aboa asafo no paa, na ɛbɛma Yehowa nso adɔ yɛn. (Dw. 25:9; 138:6) Enti bɔ mpae na hwehwɛ wo ho mu hwɛ suban bi a wotɔ sin wom. Wuhu no saa a, wubetumi de w’adwene asi suban pɔtee a wopɛ sɛ wunya no so. Wopɛ sɛ woyere wo ho nya tema? Wopɛ sɛ woyɛ asomdwoe nipa, anaa obi a wutumi de bɔne kyɛ? Sɛ saa a, wubetumi abisa w’adamfo bi a wugye no di ama waboa wo na woahu nea woyɛ a ɛbɛma woanya saa suban pa no.—Mmeb. 27:6. w22.04 23 ¶4-5

Benada, January 2

Ma obiara nhwɛ sɛnea n’ankasa nnwuma te.—Gal. 6:4.

Yehowa pɛ sɛ yɛn ani gye. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, anigye ka honhom aba no ho. (Gal. 5:22) Esiane sɛ ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye nti, sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no, na yɛboa yɛn nuanom wɔ akwan horow so a, ɛma yɛn ani gye paa. (Aso. 20:35) Sɛnea ɛnnɛ daa asɛm no ma yehu no, ɔsomafo Paul kaa nneɛma mmienu bi a ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so anya anigye. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa ama Yehowa. Sɛ nea yebetumi nyinaa na yɛreyɛ ama Yehowa a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛn ani gye. (Mat. 22:​36-38) Nea ɛtɔ so mmienu, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho toto afoforo. Nea yɛn ahoɔden, ntetee a yɛanya, ne yɛn dom akyɛde ma yetumi yɛ biara, ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase. Nanso sɛ ebinom bɔ mmɔden sen yɛn wɔ ɔsom adwuma no fã bi mu a, ɛsɛ sɛ yedi ahurusi sɛ wɔde wɔn dom akyɛde reyi Yehowa ayɛ. w22.04 10 ¶1-2

Wukuda, January 3

Mo nkwagye rebɛn.—Luka 21:28.

Atorosom awiei bɛba prɛko pɛ, na ɛbɛyɛ wiase no nwanwa. (Adi. 18:​8-10) Sɛ wɔsɛe Babilon Kɛse no a, ɛbɛwosow wiase no paa, na ebetumi de ahokyere aba. Nanso anyɛ yiye koraa no, nneɛma mmienu bi nti Onyankopɔn nkurɔfo bedi ahurusi. Babilon Kɛse no a ɔyɛ Yehowa tamfo fi teteete no akyi bɛyera korakora. Afei nso, yebehu sɛ gye a wobegye yɛn afi saa wiase bɔne yi mu no abɛn! Daniel hyɛɛ nkɔm sɛ “nimdeɛ a edi mu bɛdɔɔso.” Adɔɔso ampa nso! Nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa yɛn bere yi ho no, yɛate ase. (Dan. 12:​4, 9, 10) Sɛnea nkɔmhyɛ yi nyinaa aba mu pɛpɛɛpɛ no ama yɛanya obu kɛse ama Yehowa ne n’Asɛm a ɔnam ne honhom so ma wɔkyerɛwee no. (Yes. 46:10; 55:11) Enti yere wo ho sua Kyerɛwnsɛm no, na boa afoforo ma wɔne Yehowa mfa adamfo. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma woakɔ so ahyɛ wo gyidi den. Wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so koraa no, ɔbɛma wɔanya “asomdwoe daa.”—Yes. 26:3. w22.07 6-7 ¶16-17

Yawda, January 4

Wɔboaboaa ahemfo no ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri mu sɛ Armagedon.—Adi. 16:16.

Adiyisɛm nhoma no ma yehu sɛ, Onyankopɔn soro Ahenni no afi ase redi tumi, na wɔapam Satan afi soro. (Adi. 12:​1-9) Pam a wɔapam Satan no ama anigye aba soro, nanso ɛde ɔhaw pii abrɛ yɛn. Adɛn ntia? Efisɛ wɔn a wɔde nokwaredi resom Yehowa wɔ asaase so no, Satan de n’anibere abewie wɔn so. (Adi. 12:​12, 15, 17) Amanehunu a Satan de ba yɛn so nyinaa akyi no, yɛbɛyɛ dɛn akɔ so de nokwaredi asom Yehowa? (Adi. 13:10) Ade baako a ɛbɛboa yɛn ne sɛ, yebehu nea ɛbɛba daakye. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔsomafo Yohane ka nhyira a yɛn nsa bɛka nnansa yi ara no bi ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Saa nhyira no baako ne sɛ, wɔbɛsɛe Onyankopɔn atamfo nyinaa. Adiyisɛm nhoma no mfiase pɛɛ na wɔbɔ yɛn amanneɛ sɛ, emu nsɛm no yɛ “nsɛnkyerɛnne” anaa nneɛma bi a wɔde gyina hɔ ma biribi.—Adi. 1:1. w22.05 8 ¶1-3

Fida, January 5

Awiei nna no mu no, mede wo bɛba ma woatow ahyɛ m’asaase so, na sɛ menam wo so tew me din ho wɔ amanaman no anim a, wɔahu me, O Gog.—Hes. 38:16.

Akokoduru a Yehowa asomfo anokwafo de begyina pintinn no bɛhyɛ wɔn a wɔsɔre tia Yehowa no abufuw. Wei bɛma amanaman bi a wɔaka wɔn ho abom, a Bible frɛ wɔn Gog a ofi Magog no atow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa so. (Hes. 38:​14, 15) Sɛ atamfo no tow hyɛ Yehowa nkurɔfo so atirimɔden so saa a, dɛn na ɔbɛyɛ? Yehowa ka sɛ: “M’abufuw bɛdɛw.” (Hes. 38:​18, 21-23) Adiyisɛm ti 19 ka nea ebesi wɔ ɛno akyi. Yehowa bɛsoma ne Ba no ama wabetwitwa agye ne nkurɔfo, na wasɛe atamfo no. “Asraafodɔm a wɔwɔ ɔsoro” a wɔne abɔfo anokwafo ne 144,000 no bɛka Yesu ho ma wɔne atamfo no de asi ani. (Adi. 17:14; 19:​11-15) Saa ɔko yi bɛkɔ akowie sɛn? Nnipa ne nnwumakuw a ɛsɔre tia Yehowa nyinaa ase bɛhyew dwerɛbee!—Adi. 19:​19-21. w22.05 17 ¶9-10

Memeneda, January 6

Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbea no ntam.—Gen. 3:15.

Adam ne Hawa yɛɛ bɔne akyi pɛɛ no, Yehowa hyɛɛ nkɔm titiriw bi, na ɛmaa wɔn asefo nyaa anidaso. Saa nkɔmhyɛ no wɔ Genesis 3:15. Ɛka sɛ: “Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbea no ntam ne w’aseni ne n’aseni ntam. Ɔno na ɔbɛpɛtɛw wo ti na wo nso wobɛka ne nantin.” Saa nkɔmhyɛ no wɔ Bible nhoma a edi kan no mu. Nanso ɔkwan bi so no, emu nsɛm no nenam Bible nhoma aka no nyinaa mu. Sɛ wohwɛ nhoma bi nkyɛnmu a, wubehu sɛ biribi wɔ hɔ a esuso nkratafa no mu. Ɛno na ɛka nkratafa no nyinaa bom ma ɛyɛ nhoma baako. Saa ara na asɛm a ɛwɔ Genesis 3:15 no nso te; ɛka Bible nhoma biara mu nsɛm bom ma ɛyɛ asɛntitiriw baako. Ɛne sɛ, Onyankopɔn bɛsoma Ogyefo bi ma wabɛsɛe Ɔbonsam ne n’akyitaafo atirimɔdenfo no nyinaa. Wei bɛma wɔn a wɔdɔ Yehowa no ho adwo wɔn fɔmm! Sɛ yesua Bible no a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea nkɔmhyɛ no aba mu, ne sɛnea ebetumi aboa yɛn. w22.07 14 ¶1-3

Kwasida, January 7

Yehowa ankasa na ɔma nyansa.—Mmeb. 2:6.

Bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma wo nyansa a ɛbɛboa wo ama woatumi de ne ho dɔ adua wo mma koma mu. (Yak. 1:5) Ɔno ne obi a ɔfata paa sɛ ɔma wo afotu. Adɛn nti na yɛreka saa? Nneɛma pii ntia. Yɛnhwɛ mu mmienu. Nea edi kan, Yehowa ne ɔwofo a ɔwɔ suahu sen ɔwofo biara. (Dw. 36:9) Nea ɛtɔ so mmienu ne sɛ, Yehowa afotu biara, nyansa wom, enti bere biara a yɛde bɛyɛ adwuma no, yenya so mfaso. (Yes. 48:17) Yehowa nam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde no so ama yɛn honhom fam aduan bebree a ebetumi aboa wo ama woatete wo mma ama wɔadɔ Yehowa. (Mat. 24:45) Nsɛm a ebetumi aboa awofo no bi wɔ nsɛm a ɛba toatoa so a wɔato din “Mmoa a Wɔde Ma Abusua No” mu. Kan no, na ɛba Nyan! nsɛmma nhoma a yetintim no mu, nanso seesei de, ɛba yɛn wɛbsaet, jw.org so. Afei video ahorow a ɛwɔ jw.org no, bebree wɔ hɔ a ɛyɛ nkɔmmɔ-twetwe ne ɔyɛkyerɛ a ebetumi aboa awofo ama wɔde Yehowa afotusɛm atete wɔn mma.—Mmeb. 2:​4, 5. w22.05 27 ¶4-5

Dwoda, January 8

O Yah, sɛ mfomso na wohwɛ a, . . . anka hena na obetumi agyina w’anim?—Dw. 130:3.

Sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no, ɛso bi nni; obiara nto no wɔ amansan yi mu. Nea edi kan, wayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ. Nea ɛtɔ so mmienu, onim yɛn ho biribiara. Onim sɛnea yɛte yiye, na ɔno paa ne obi a obetumi ahu sɛ yɛanu yɛn ho ampa anaa. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, na ɔde akyɛ yɛn koraa te sɛ nea yɛnyɛɛ bɔne biara. Wei ma yenya ahonim pa, na ɔsan gye yɛn tom. Ɛwom, esiane sɛ yɛtɔ sin nti, yɛbɛkɔ so ayɛ bɔne. Nanso, asɛm a ɛwɔ Insight on the Scriptures, Ɔfã 2, kratafa 771 no betumi akyekye yɛn werɛ. Ɛhɔ ka sɛ: “Esiane sɛ Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo nti, ɔkae sɛ n’asomfo wɔ mmerɛwyɛ. Wei nti, sɛ sintɔ a wɔde woo wɔn no ma wodi mfomso a, ɛnsɛ sɛ daa wodi ho awerɛhow. (Dw 103:​8-14; 130:3) Sɛ wɔreyɛ nea wobetumi biara anantew Onyankopɔn akwan so a, ɛnde wɔn ani betumi agye. (Flp 4:​4-6; 1Yo 3:​19-22).” w22.06 7 ¶18-19

Benada, January 9

Me din nti, wɔde mo bɛkɔ ahemfo ne amradofo anim.—Luka 21:12.

Ɛnyɛ suro a yesuro sɛ aban ahorow bɛtan yɛn ani no nko ara na Satan pɛ sɛ ɔfa so de nya yɛn. Ebinom wɔ hɔ a, wosuro sɛ wɔn abusuafo behu sɛ wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa. Ɛno tumi bɔ wɔn hu mpo kyɛn sɛ obi bɛyɛ wɔn ayakayakade. Wɔdɔ wɔn abusuafo paa, na wɔpɛ sɛ wɔn nso behu Yehowa na wɔdɔ no. Sɛ wɔte sɛ wɔn abusuafo no rekasa tia nokware Nyankopɔn no ne n’asomfo a, ɛyɛ wɔn yaw. Ɛwom, ɛtɔ da a abusuafo a na wɔn ani nnye nokware no ho no, akyiri yi wotumi begye nokware no. Nanso yɛmfa no sɛ yɛn gyidi nti yɛn abusuafo apo yɛn koraa. Ɛba saa a, dɛn na yɛbɛyɛ? Asɛm dɛdɛ a ɛwɔ Dwom 27:10 no yɛ nokwasɛm a ebetumi akyekye yɛn werɛ. Sɛ yɛkae sɛnea Yehowa dɔ yɛn paa, na sɛ yɛn abusuafo tan yɛn ani mpo a, yɛrensuro. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ, sɛ yɛde animia gyina mu a, yebenya so akatua. Yehowa bɛma yɛn nea yehia wɔ asetenam, nea ɛbɛma yɛn ani agye, ne nea ɛbɛma yɛatumi asom no. Obiara nni hɔ a obetumi aboa yɛn saa! w22.06 16-17 ¶11-13

Wukuda, January 10

Kristo . . . huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.—1 Pet. 2:21.

Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no, nkurɔfo kasa tiaa no sɛ ɔyɛ kɔwensani, odidifo, ɔyɛ adwuma ma Ɔbonsam, onni Homeda, na ɔka abususɛm mpo tia Onyankopɔn. (Mat. 11:19; 26:65; Luka 11:15; Yoh. 9:16) Nanso Yesu amfa abufuw ankeka bi ankyerɛ wɔn. Sɛnea Yesu yɛe no, yɛn nso, sɛ obi de abufuw kasa tia yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ no bi tua ka da. (1 Pet. 2:​22, 23) Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so. (Yak. 3:2) Ɛnde, dɛn na ebetumi aboa yɛn? Sɛ woreyɛ asɛnka adwuma no, na obi ne wo ankasa yiye a, mfa w’adwene nkɔ so. Onua bi a ne din de Sam ka sɛ, “Ɛyɛ a mema ɛtena m’adwene mu sɛ ehia paa sɛ onii no te asɛmpa no, na obetumi asesa.” Ɛtɔ da a, nea enti a onii no bo fuw ara ne sɛ, bere a yɛkɔɔ hɔ no nye mma no. Sɛ obi de abufuw hyia yɛn a, yebetumi abɔ mpae tiawa, na yɛasrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnhyɛ yɛn ho so, na yɛankasa antia onii no, anaa yɛammu no animtiaa. w22.04 6 ¶8-9

Yawda, January 11

Mommɛn Onyankopɔn.—Yak. 4:8.

Ɔkwan titiriw baako a awofo betumi afa so akyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔabɛn Yehowa ne sɛ, wɔne wɔn besua Bible no. (2 Tim. 3:​14-17) Nanso, Bible no ma yehu ɔkwan foforo nso a mmofra betumi afa so asua Yehowa ho ade. Yɛhwɛ Mmebusɛm nhoma no mu a, yehu sɛ agya bi rekae ne ba sɛ Yehowa su ahorow a ɛda adi wɔ abɔde mu no, ɛnsɛ sɛ ne werɛ fi da. (Mmeb. 3:​19-21) Awofo, ɛda adi sɛ mo ani gye ho sɛ mo ne mo mma nkumaa bepue. Momfa saa bere no mmoa mo mma mma wɔnhu sɛ, Yehowa su ahorow a ɛyɛ fɛ no da adi wɔ “nneɛma a wayɛ” mu. (Rom. 1:20) Hwɛ sɛnea Yesu de nneɛma a Yehowa abɔ kyerɛkyerɛe. Bere bi, ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnhwɛ nkwaakwaadabi ne nhwiren. (Luka 12:​24, 27-30) Ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo no asuade titiriw bi faa wɔn soro Agya no ayamye ne ne papayɛ ho: Ɛne sɛ, sɛnea Yehowa hwɛ nkwaakwaadabi ne nhwiren a ɛwɔ wuram no, saa ara na ɔbɛma n’asomfo anokwafo nea wɔbedi ne nea wɔbɛhyɛ. w23.03 20 ¶1-4

Fida, January 12

Biribiara a mubebisa wɔ me din mu no, mɛyɛ, na Ɔba no nti, wɔahyɛ Agya no anuonyam.—Yoh. 14:13.

Yɛda Yehowa ase sɛ yebetumi afa ne Ba no so abɔ no mpae. Yesu na Yehowa nam ne so yɛ yɛn abisade ma yɛn. Mpae a yɛbɔ no Yesu din mu no, Yehowa tie na obua na Yesu agyede afɔre no nti, Yehowa tumi de yɛn bɔne kyɛ yɛn. (Rom. 5:1) Kyerɛwnsɛm no ka Yesu ho asɛm sɛ ɔyɛ yɛn ‘sɔfo panyin a ɔte Otumfo no ahengua nifa so wɔ soro.’ (Heb. 8:1) Yesu ne yɛn ‘boafo wɔ Agya no nkyɛn.’ (1 Yoh. 2:1) Yɛda Yehowa ase paa sɛ wama yɛn Ɔsɔfo Panyin a ɔte yɛn mmerɛwyɛ ase, na “ɔsrɛ ma yɛn”! (Rom. 8:34; Heb. 4:15) Sɛ ɛnyɛ Yesu afɔrebɔ no a, anka yɛrentumi nkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Yehowa Dɔba no a ɔde no ama yɛn no yɛ akyɛde a ɛsom bo paa. Sɛ yɛkɔ soro ba fam sɛ dɛn ara mpo a, yɛrentumi nna no ase nwie da! w22.07 23 ¶10-12

Memeneda, January 13

Ɔnokwafo de, ɔkata asɛm so.—Mmeb. 11:13.

Obi a ɔyere ne ho di ne bɔhyɛ so na ɔka nokware no, ɔno na yebetumi agye no adi. (Dw. 15:4) Nkurɔfo nim sɛ wobetumi de wɔn ho ato no so. Saa na yɛpɛ sɛ yɛn nuanom hu yɛn. Yɛrentumi nhyɛ afoforo sɛ wonnye yɛn nni. Sɛ afoforo betumi agye yɛn adi a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho adwuma. Gye a obi begye wo adi no, yebetumi de atoto sika ho. Wobrɛ ansa na woanya, nanso ɛnyɛ den sɛ ebefi wo nsa. Ɛnyɛ sɛ yefitii ara na yegyee Yehowa dii; ɔyɛɛ biribi ansa. “Ne nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo.” (Dw. 33:4) Yehowa pɛ sɛ yesuasua no. (Efe. 5:1) Abusua a emufo dodɔ wɔn ho na obiara gye ne yɔnko di yi mu no, yɛda Yehowa ase paa sɛ watwe yɛn abɛka ho! Asɛde a ɛda yɛn nyinaa so ne sɛ, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara ma anuanom atumi agye yɛn adi. Sɛ yɛn mu biara yere ne ho da ɔdɔ adi, brɛ ne ho ase, nya nhumu, ka nokware, na ɔhyɛ ne ho so a, ɛboa ma obiara a ɔwɔ asafo no mu tumi gye ne yɔnko di. Momma yɛnkɔ so nsuasua yɛn Nyankopɔn Yehowa, na yɛnkɔ so ara mma ɛnna adi sɛ afoforo betumi agye yɛn adi. w22.09 8 ¶1-2; 13 ¶17

Kwasida, January 14

Yehowa hwɛ.—Dw. 33:18.

Ɛwom sɛ yɛne anuanom bebree na ɛresom Yehowa, nanso ɛtɔ da a yebetumi ate nka sɛ yɛayɛ ankonam. Dadwen betumi ama yɛn werɛ ahow, na yɛate nka sɛ yenni ɔboafo biara. Yehowa mpɛ sɛ yɛbɛte nka saa da. Hwɛ sɛnea ɔboaa odiyifo Elia. Yehowa hyɛɛ no nkuran sɛ ɔnkasa. Obisaa Elia mprenu sɛ: “Dɛn na woreyɛ wɔ ha?” (1 Ahe. 19:​9, 13) Emu biara no, bere a Elia reka ne komam asɛm akyerɛ Yehowa no, ɔyɛɛ aso tiei. Ɔsan maa Elia nyaa awerɛhyem sɛ Israelfo no bebree wɔ hɔ a wɔda so ara resom no. (1 Ahe. 19:​11, 12, 18) Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a Elia kaa ne komam asɛm kyerɛɛ Yehowa na ɔyɛɛ aso tiee no no, ne koma tɔɔ ne yam. Yehowa de dwumadi a ɛho hia pii hyɛɛ Elia nsa. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔsra Hasael sɛ Siria hene, ɔnsra Yehu sɛ Israel hene, na ɔnsra Elisa nso sɛ odiyifo. (1 Ahe. 19:​15, 16) Saa dwumadi ahorow a Yehowa de maa Elia no boaa no ma ɔde n’adwene sii nneɛma pa so. Onyankopɔn maa no ɔyɔnko berɛbo bi nso a ne din de Elisa. w22.08 8 ¶3; 9 ¶5

Dwoda, January 15

Monkɔ so nhyehyɛ mo ho nkuran na monhyehyɛ mo ho den.—1 Tes. 5:11.

Mo asafo no asi Ahenni Asa anaa asiesie Ahenni Asa bi a asɛe pɛn? Sɛ saa a, yegye di sɛ wokae da a edi kan a mokɔɔ adesua wɔ Ahenni Asa foforo no mu no. W’ani sɔɔ nea Yehowa ayɛ ama mo no paa. Ebia w’ani gyei ara ma w’ani koraa tetɛwee, enti na ɛyɛ den sɛ wobɛto dwom a na mode rehyɛ ase no. Yɛn Ahenni Asa a yesisi no kamakama no de ayeyi brɛ Yehowa. Nanso nea ɛde ayeyi kɛse brɛ Yehowa paa ne adansi adwuma foforo bi a yɛyɛ no. Saa adwuma no de, ɛsom bo koraa sen adan ankasa a yesisi. Ɛne sɛ, nnipa a ɛba mmeae a yehyiam som no, yɛhyɛ wɔn den. Saa asɛm yi na na ɛwɔ ɔsomafo Paul adwene mu bere a ɔkyerɛw asɛm a ɛnnɛ daa asɛm no gyina so no. Sɛ yɛreka wɔn a wotumi hyɛ wɔn nuanom Kristofo nkuran paa a, yɛrentumi nka nnyaw ɔsomafo Paul. Ná ɔwɔ tema ma anuanom. Yebetumi asuasua no na yɛahyɛ anuanom den.—1 Kor. 11:1. w22.08 20 ¶1-2

Benada, January 16

‘Monnantew ɔkwampa so wɔ Yehowa anim.’—Kol. 1:10.

Kristoni a ɔpɛ sɛ Onyankopɔn bu no sɛ ɔtreneeni no, adwuma biara a ɔreyɛ no, ɛsɛ sɛ odi nokware wom. Obi a ɔyɛ ɔtreneeni no, n’ani gye atɛntrenee ho; okyi sɛ obehu sɛ wɔabu obi afa so. Nea ɛbɛyɛ na ɔtreneeni ‘asɔ Yehowa ani koraa’ no, gyinae biara a obesi no, ɔhwɛ sɛnea Yehowa bebu ne gyinaesi no. Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ, ne nkyɛn na trenee fi. Ne saa nti, Bible ka sɛ “ɔyɛ trenee tenabea.” (Yer. 50:7) Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no, enti ɔno nko ara na ɔfata sɛ ɔhyehyɛ papa ne bɔne ho mmara. Sɛnea ohu papa ne bɔne no, ɛkorɔn sen yɛn de koraa. (Mmeb. 14:12; Yes. 55:​8, 9) Nanso esiane sɛ Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ne suban so nti, yetumi de ne mmara a ɛfa trenee ho no bɔ yɛn bra. (Gen. 1:27) Yɛn ani gye ho nso sɛ yɛbɛyɛ saa. Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn Agya no kanyan yɛn ma yɛyere yɛn ho paa suasua no.—Efe. 5:1. w22.08 27 ¶5-6

Wukuda, January 17

Monkɔ so mpɛɛpɛɛ mu nhu Yehowa apɛde.—Efe. 5:17.

Sɛ dadwen hyɛ yɛn so anaasɛ yɛn abam bu a, ebia yɛbɛte nka sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi a ɛbɛboa yɛn ma yɛayi yɛn adwene afi yɛn haw no so. Ɛnyɛ bɔne sɛ yɛbɛyɛ saa, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na biribi a ɛte saa antwetwe yɛn amma yɛankɔyɛ biribi a Yehowa kyi. (Efe. 5:​10-12, 15,16) Ɔsomafo Paul krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Filipifo no, ɔhyɛɛ Kristofo nkuran sɛ ‘biribiara a ɛteɛ, biribiara a ɛho tew, biribiara a ɛyɛ fɛ, ne ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ’ no, wɔnkɔ so nnwinnwen ho. (Filip. 4:8) Ɛwom sɛ ɛnyɛ nneɛma a yɛde begye yɛn ani ho asɛm pɔtee na na Paul reka, nanso nea ɔkyerɛwee no, ɛsɛ sɛ ɛboa yɛn ma yehu nneɛma a yɛde begye yɛn ani. Sɔ wei hwɛ: Baabiara a wubehu asɛmfua “biribiara” wɔ saa nkyekyɛm yi mu no, fa “nnwom,” “sini,” “nhoma,” anaa “video geem” hyɛ hɔ. Woyɛ saa a, nea wopɛ sɛ wode gye w’ani no, ɛbɛboa wo ama woahu sɛ ebia Onyankopɔn ani begye ho anaa n’ani rennye ho. Yɛpɛ sɛ yɛde Yehowa mmara a ɛkorɔn no bɔ yɛn bra.—Dw. 119:​1-3. w22.10 9 ¶11-12

Yawda, January 18

Na onim nea ɛwɔ onipa mu.—Yoh. 2:25.

“Wɔn a wɔnyɛ atreneefo” no mu bi wɔ hɔ a, wɔdii bɔne paa, anaa wɔyɛɛ nneɛma a ani yɛ nyan ansa na wɔrewu. Enti ebehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn na wɔatumi de Yehowa mmara a ɛteɛ no abɔ wɔn bra. Nea ɛbɛyɛ na wei atumi ayɛ yiye no, Onyankopɔn Ahenni no bɛhwɛ ama nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse bi a yɛnyɛɛ bi saa da akɔ so. Henanom na ɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn a wɔnyɛ atreneefo no? Ɛyɛ nnipakuw kɛse no ne atreneefo a wobenyan wɔn no. Wɔn a wɔnyɛ atreneefo no, sɛ wɔbɛkyerɛw wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu a, ebehia sɛ wɔyere wɔn ho ne Yehowa fa adamfo na wohyira wɔn ho so ma no. Nkɔso biara a wɔn a wɔnyɛ atreneefo yi benya no, Yesu Kristo ne wɔn a ɔne wɔn bebu atɛn no de wɔn ani bedi akyi paa. (Adi. 20:4) Obiara a ɔbɛsen ne kɔn apo saa mmoa no begye n’ani so; wadi mfe 100 mpo a, wɔbɛsɛe no. (Yes. 65:20) Yehowa ne Yesu tumi hu nea ɛrekɔ so wɔ nnipa komam. Enti wɔremma obiara kwan mma ɔnnsɛe wiase foforo no.—Yes. 11:9; 60:18; 65:25. w22.09 17 ¶11-12

Fida, January 19

Momma onipa biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase.—Rom. 13:1.

Kyerɛwsɛm yi mu no, asɛm “atumfo a wɔkorɔn” no gyina hɔ ma nnipa aban a ɛwɔ tumi wɔ nkurɔfo so no. Ɛsɛ sɛ Kristofo brɛ wɔn ho ase ma saa atumfoɔ yi. Atumfoɔ yi hwɛ sɛ asomdwoe bɛba ɔman mu, mmara bɛyɛ adwuma, na ɛtɔ da mpo a, wotumi twitwa gye Yehowa nkurɔfo. (Adi. 12:16) Ɛno nti, tow ne sika a wɔpɛ sɛ yetua ma wɔn no, ɛsɛ sɛ yetua. Afei nso ɛsɛ sɛ yesuro wɔn, na nidi a ɛsɛ fata wɔn no, yɛde ma wɔn. (Rom. 13:7) Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ tumi a saa atumfoɔ yi wɔ no, Yehowa na ama kwan. Bere a Yesu gyina Roma Amrado Pontio Pilato anim a ɔrebisabisa no nsɛm no, nea Yesu kae no ma yehu sɛ nea yɛreka yi yɛ nokware. Pilato ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔwɔ tumi sɛ ogyaa no, anaa ɔma wokum no. Ɔkaa saa no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wɔamma wo kwan amfi soro a, anka worennya me so tumi biara.” (Yoh. 19:11) Wei ma yehu sɛ na Pilato tumi wɔ baabi a ɛkɔpem. Ɛnnɛ nso, tumi a atumfoɔ ne amanyɔfo nyinaa wɔ no, ɛwɔ baabi a ɛkɔpem. w22.10 14 ¶6

Memeneda, January 20

Nnebɔneyɛfo nni hɔ bio.—Dw. 37:10.

Onyankopɔn maa Ɔhene Dawid kyerɛw sɛnea asetena bɛyɛ bere a ɔhene nyansafo nokwafo bi redi ade daakye. (Dw. 37:​10, 11, 29) Sɛ yɛne nkurɔfo rebɔ paradise a ɛbɛba daakye no ho nkɔmmɔ a, yɛtaa kan Dwom 37:11 no kyerɛ wɔn. Sɛ yɛkan kyerɛ wɔn a, ɛfata, efisɛ Yesu kaa asɛnkoro no ara wɔ ne Bepɔw So Asɛnka no mu, na ɔma ɛdaa adi sɛ ɛbɛba mu daakye. (Mat. 5:5) Dawid nsɛm no nso ma yehu sɛnea na asetena bɛyɛ wɔ Ɔhene Solomon bere so. Bere a Solomon di Israel so no, Onyankopɔn nkurɔfo nyaa asomdwoe soronko, na nneɛma kɔɔ yiye maa wɔn wɔ “asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so” no so. Ná Onyankopɔn aka sɛ: “Sɛ mokɔ so di m’ahyɛde . . . so . . . a, mɛma asomdwoe aba asaase no so, na mobɛda a obiara renhunahuna mo.” (Lev. 20:24; 26:​3, 6) Saa bɔhyɛ no nyinaa baa mu bere a Solomon dii ade no. (1 Be. 22:9; 29:​26-28) Enti, asɛm a ɛwɔ Dwom 37:​10, 11, 29 no baa mu tete no, na daakye nso ɛbɛba mu. w22.12 10 ¶8

Kwasida, January 21

“Wɔn a wokura [nyansa] mu denneennen no, wɔbɛfrɛ wɔn anigye.”—Mmeb. 3:18.

Nokware Kristofo de, ɛsɛ sɛ yɛde akwankyerɛ yɛ adwuma. Bible de saa afotu pa yi ma yɛn: “Akwankyerɛ pa na wode bɛkɔ wo ko, na afotufo dodow mu na nkonimdi wɔ.” (Mmeb. 24:6) Yɛnhwɛ sɛnea yɛde saa nnyinasosɛm no yɛ adwuma a, ɛboa ma asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no kɔ yiye. Sɛ́ anka yɛn ara yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no sɛnea yɛpɛ no, yɛbɔ mmɔden de nyansahyɛ a yɛn nsa ka no yɛ adwuma. Yɛkɔ adesua a, anuanom a wɔn ho akokwaw de Bible mu nsɛm ma ɔkasa, na wɔyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow de tete yɛn. Wei ma yenya akwankyerɛ pa. Ɛno da nkyɛn a, Yehowa ahyehyɛde no ma yenya nnwinnade a etu mpɔn te sɛ nhoma ne video ahorow a ebetumi aboa nkurɔfo ama wɔate Bible no ase. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yenya afotu pa wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu! Sɛ yɛannya a, anka yɛbɛyɛ dɛn? Momma yensi yɛn bo sɛ, nyansa a efi Yehowa hɔ no, yɛde bɛyɛ adwuma bere nyinaa.—Mmeb. 3:​13-17. w22.10 23 ¶18-19

Dwoda, January 22

Wo nsɛm yɛ fremfrem wɔ me dodom; ɛsen ɛwo wɔ m’anom!—Dw. 119:103.

Sɛ yedidi na aduan no yam a, ɛma yenya ahoɔden. Onyankopɔn Asɛm no nso, sɛ yesua na yedwinnwen ho a, ɛhyɛ yɛn den. Yehowa pɛ sɛ n’Asɛm no wurawura yɛn. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yɛbɔ mpae, yɛkenkan n’Asɛm no, na yedwinnwen ho. Nea edi kan, yɛbɔ mpae de siesie yɛn koma ma Onyankopɔn Asɛm no. Afei, yɛkenkan. Ɛno akyi no, yɛto yɛn bo ase dwinnwen nea yɛakenkan no ho kɔ akyiri. Yɛyɛ saa a, ɛboa yɛn sɛn? Mpɛn dodow a yɛredwinnwen nea yɛakenkan no ho no, na Onyankopɔn Asɛm no nso rewurawura yɛn. Adɛn nti na ehia paa sɛ yɛkenkan Bible na yedwinnwen ho? Yɛyɛ saa a, ɛbɛhyɛ yɛn den ama yɛatumi aka Ahenni ho asɛmpa no nnɛ, na daakye nso atemmusɛm a ano yɛ hyew a ebia yɛbɛka no, ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi aka. Afei nso, sɛ yedwinnwen Yehowa su a ɛyɛ fɛ no ho a, ɛbɛma yɛne n’ayɔnkofa no mu ayɛ den paa. w22.11 7 ¶16-17

Benada, January 23

Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.—Yoh. 13:35.

Nea Yesu kae yi kyerɛ sɛ, ɔdɔ kann a n’akyidifo anokwafo beyi no adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho no, ɛnyɛ n’asuafo no nko ara na ebehu, mmom wɔn a wɔnni Kristofo asafo no mu nso behu. Ɔdɔ a ɛwɔ Kristofo asafo no mu no yɛ krabɛhwɛ. Nanso Yehowa Adansefo nso, bɔne wɔ yɛn ho. (1 Yoh. 1:8) Enti bere a yɛrehu yɛn nuanom yiye wɔ asafo no mu no, ɛda adi sɛ, yebehu wɔn mfomso nso. (Rom. 3:23) Awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom ama afoforo sintɔ ato wɔn hintidua. Sɛn na Yesu daa ɔdɔ adi kyerɛɛ n’asomafo no? Afei nso, dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua nea Yesu yɛe no? Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo no nso susuw saa nsɛmmisa no ho. Yɛyɛ saa a, ebetumi aboa ma yɛadodɔ yɛn ho paa, ɛnkanka bere a yɛn nua bi ayɛ biribi atia yɛn no.—Efe. 5:2. w23.03 26-27 ¶2-4

Wukuda, January 24

Nea ɔyɛ ɔnokwafo no, wo nso wubedi no nokware.—Dw. 18:25.

Bere a yɛrebɛn wiase yi awiei no, yɛhwɛ kwan sɛ yebetumi ahyia ɔhaw wɔ asafo no mu. Saa ɔhaw no betumi asɔ nokware a yedi ma Yehowa no ahwɛ. Enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ. Sɛ wote nka sɛ wo nua Kristoni bi ne wo anni no yiye a, mfa ne ho abufuw nhyɛ wo mu. Sɛ wɔteɛ wo so a, mfa w’adwene nsi aniwu a ɛbata ho no so, na mmom gye tom, na yɛ nsakrae biara a ehia. Afei nso, sɛ Yehowa ahyehyɛde no yɛ nsakrae bi na ɛka wo a, fi wo koma nyinaa mu gye tom, na fa akwankyerɛ biara a wɔde bɛma no yɛ adwuma. Sɛ wuhyia wo nokwaredi ho sɔhwɛ a, kɔ so nya ahotoso wɔ Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu. Mma wo koma ntu, susuw nneɛma ho yiye, na nya Yehowa adwene. Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo. Ntwe wo ho mfi asafo no ho da. Sɛ woyɛ saa a, ɛmfa ho nea ebesi biara no, Satan rentumi ntew wo mfi Yehowa anaa n’ahyehyɛde no ho.—Yak. 4:7. w22.11 24-25 ¶14-16

Yawda, January 25

Monnɔ anuanom nyinaa.—1 Pet. 2:17.

Mpanyimfo no boa anuanom ma wɔsiesie wɔn ho ansa na atoyerɛnkyɛm bi asi. Wɔhwɛ hu sɛ asafo no mufo nyinaa nim nneɛma pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔyɛ de bɔ wɔn ho ban, ne sɛnea wɔne mpanyimfo no bedi nkitaho. Dɛn na wo nso wubetumi ayɛ? Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si wɔ baabi a ɛbɛn wo a, bisa mpanyimfo no ma wɔnkyerɛ wo nea wubetumi ayɛ de aboa. Ebia wɔn a atoyerɛnkyɛm no atu wɔn afi wɔn afie anaa atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo no, wubetumi ama wɔn baabi atena bere tiaa bi. Ebia wubetumi de aduan ne nneɛma foforo akɔma adawurubɔfo a wɔn ho aka no. Sɛ baabi a atoyerɛnkyɛm no sii no mmɛn wo mpo a, wubetumi aboa. Wobɛyɛ no sɛn? Ɛne sɛ wobɛbɔ mpae ama wɔn a wɔn ho aka no. (2 Kor. 1:​8-11) Wubetumi nso ayi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no, efisɛ ɛno ara bi na wɔde boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no. (2 Kor. 8:​2-5) Sɛ wubetumi akɔ baabi a atoyerɛnkyɛm asi no akɔboa a, bisa mpanyimfo no ma wɔnkyerɛ wo sɛnea wubetumi atu wo ho ama. Sɛ wɔto nsa frɛ wo a, ebia wɔbɛma wo ntetee kakra sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi akɔboa wɔ baabi a wɔhia wo mmoa. w22.12 24 ¶8; 25 ¶11-12

Fida, January 26

Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye nea ɛto nnipa nyinaa.—1 Kor. 10:13.

Nkyerɛase foforo nso kyerɛ kyerɛwsɛm a nnɛ daa asɛm no gyina so no ase sɛ: “Sɔhwɛ bi ntoo mo a nnipa nhyiaa bi da, gye nea ɛyɛ nnipa de.” Wɔkyerɛw saa asɛm yi kɔmaa Kristofo mmarima ne mmea a na wɔwɔ Korinto. Kan no, na wɔn mu binom yɛ awaresɛefo, mmarima a wɔne mmarima da, ne akɔwensafo. (1 Kor. 6:​9-11) Wohwɛ a, wɔbɔɔ asu akyi no, wɔannya akɔnnɔ bɔne biara da? Ɛrentumi mma saa. Ɛwom, na wɔn nyinaa yɛ Kristofo a wɔasra wɔn, nanso na wɔda so ara yɛ nnipa a wɔtɔ sin. Yebetumi aka sɛ ɛwom ara a na akɔnnɔ bɔne tumi teetee wɔn. Ɛsɛ sɛ wei kyekye yɛn werɛ. Adɛn ntia? Efisɛ ɛda adi sɛ akɔnnɔ bɔne biara a woreko tia no, obi nso ako atia pɛn. Nokwasɛm ne sɛ, wubetumi de ‘gyidi agyina hɔ pintinn, na woahu sɛ amanehunu koro no ara na wo nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa hyia.’—1 Pet. 5:9. w23.01 12 ¶15

Memeneda, January 27

Mubehu amane wɔ wiase de, nanso munnya akokoduru! Madi wiase so nkonim.—Yoh. 16:33.

Yesu srɛɛ Yehowa sɛ ɔnhwɛ n’akyidifo no so. (Yoh. 17:11) Adɛn nti na wei ma yenya akokoduru? Efisɛ Yehowa ho yɛ den sen yɛn atamfo nyinaa. (1 Yoh. 4:4) Biribiara a ɛrekɔ so biara ohu. Yegye di sɛ, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɔbɛboa yɛn ma yɛayi ehu afi yɛn mu, na yɛanya akokoduru. Ɛtɔ da a wofɛre sɛ wobɛma nkurɔfo ahu sɛ woyɛ Yehowa Danseni anaa? Esiane nea nkurɔfo bɛka afa wo ho nti, woretwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛyɛ ɔdawurubɔfo anaa wobɛbɔ asu? Mma biribiara nnsiw wo kwan sɛ wobɛyɛ nea wunim sɛ eye no. Fi wo komam bɔ Yehowa mpae. Srɛ no sɛ ɔmma wo akokoduru a wode bɛyɛ n’apɛde. Sɛ wuhu sɛnea Yehowa rebua wo mpaebɔ a, ɛbɛhyɛ wo den paa, na wubenya akokoduru kɛse.—Yes. 41:​10, 13. w23.01 29 ¶12; 30 ¶14

Kwasida, January 28

Monkenkanee?—Mat. 12:3.

Farisifo no nso, Yesu bisaa wɔn sɛ “monkenkanee?” Ɔyɛɛ saa na ama ada adi sɛ adwene a wɔwɔ wɔ Kyerɛwnsɛm no ho no mfata. (Mat. 12:​1-7) Nea ɛmaa Yesu kaa saa ne sɛ, na Farisifo no kyerɛ sɛ Yesu asuafo no abu Homeda no so. Yesu rebua wɔn no, ɔtwee adwene sii nhwɛso mmienu a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu so, na ɔfaa Hosea nhoma no mu asɛm ka de kyerɛe sɛ Farisifo no nte Homeda mmara no ase, na wɔnni mmɔborɔhunu. Adɛn nti na Onyankopɔn Asɛm a Farisifo no kenkanee no antumi annwene wɔn? Efisɛ ahantan nti, wɔamfa adwempa ankenkan. Suban a na wɔwɔ no amma wɔante nea wɔkenkanee no ase. (Mat. 23:23; Yoh. 5:​39, 40) Hwɛ Mateo 19:​4-6 no nso. Ɛhɔ no, Yesu bisaa Farisifo no asɛm koro no ara sɛ: “Monkenkanee?” Ɛwom sɛ na wɔakenkan kyerɛwtohɔ a ɛfa adebɔ ho no, nanso nea na ɛka fa adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ aware ho no de, na wɔabu wɔn ani agu so. Yesu nsɛm no ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde adwempa kenkan Bible no. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Farisifo no, na mmom ɛsɛ sɛ yebue yɛn adwene mu fann, na yɛyɛ krado sɛ yebesua biribi afi nea yɛkenkan no mu. w23.02 12 ¶12-13

Dwoda, January 29

Nyansa bɛhwɛ wo so.—Mmeb. 2:11.

Mmara a Yehowa de maa Israel man no, na akwankyerɛ a ɛbɛbɔ wɔn ho ban na wɔampira wɔ fie anaa adwumam nso ka ho. (Ex. 21:​28, 29; Deut. 22:8) Sɛ obi anhyɛ da mpo na okum obi a, na asodi kɛse da no so. (Deut. 19:​4, 5) Abofra a ɔhyɛ yafunu mu mpo, sɛ obi anhyɛ da na opira no a, na Mmara no hwehwɛ sɛ wɔtwe n’aso. (Ex. 21:​22, 23) Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho so yiye na yɛampira. Sɛ yɛwɔ fie anaa yɛwɔ adwumam na yɛhwɛ yɛn ho yiye na yɛampira a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nkwa a Onyankopɔn de ama yɛn no. Nneɛma a ano yɛ nnam, awuduru, ne nnuru sei, ɛnsɛ sɛ yɛtow gu baabiara kɛkɛ na ankopira obi. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛde gu baabi a mmofra nsa betumi aka. Sɛ yɛresɔ gya, yɛrenoa nsu, anaa yɛde mfiri a ɛde anyinam ahoɔden yɛ adwuma redi dwuma a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye; ɛnsɛ sɛ yegyaw si so a obiara nni hɔ. Sɛ aduru bi a yɛafa, nsa a yɛanom, anaa da a yɛanna yiye nti, ɛbɛma ayɛ den sɛ yɛbɛka kar yiye a, ɛnde ɛnsɛ sɛ yɛka. Afei nso sɛ yɛreka kar a, ɛnsɛ sɛ yekura fon. w23.02 21-22 ¶7-9

Benada, January 30

W’ani behu wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no.—Yes. 30:20.

Yehowa wɔ abotare, ne yam ye, na ɔwɔ ntease. Nneɛma pa a ɛwɔ n’asuafo ho na ɔde n’adwene si so. (Dw. 130:3) Ɔnhwehwɛ nea ɛboro yɛn so mfi yɛn hɔ da. Kae sɛ, w’amemene a ɛyɛ nwanwa no, ɔno na ɔyɛe. (Dw. 139:14) Yɛn Bɔfo no pɛ sɛ yɛkɔ so de anigye sua ade daa. Enti eye paa sɛ yebenya Bible mu nokware “ho akɔnnɔ.” (1 Pet. 2:2) Fa botae a wubetumi adu ho sisi w’ani so, na yɛ nhyehyɛe a ɛbɛma woatumi akenkan Bible na woasua daa. (Yos. 1:8) Yehowa mmoa so nti, w’ani bɛba abegye akenkan ho na woakɔ so asua ne ho ade daa. Wunya nimdeɛ a na wunwiei. Ɛsɛ sɛ Yehowa ho nimdeɛ a woanya no boa wo ma wuhu no yiye, wodɔ no, na wunya ne mu gyidi. (1 Kor. 8:​1-3) Bere a wugu so resua ade no, kɔ so srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na wo gyidi nyɛ kɛse. (Luka 17:5) Oyi ne yam bua mpae a ɛte saa. w23.03 10 ¶11, 13

Wukuda, January 31

Momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia.—Kol. 4:5.

Bere a na Yesu asuafo no retwɛn sɛ wɔbɛsɛe Yerusalem ne asɔrefie no, na ɛnsɛ sɛ wɔtena hɔ kwa. Ná Yesu ama wɔn adwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka asɛmpa no ‘wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa nkɔ asaase ano noho.’ (Aso. 1:​6-8) Yesu de adwumasono paa na ɛhyɛɛ wɔn nsa! Esiane sɛ wɔkum wɔn ho yɛɛ adwuma no nti, ɛma wɔde wɔn bere yɛɛ nea ehia. Sɛ yebetumi ahwɛ yɛn ho so yiye a, sɛnea yɛde yɛn bere di dwuma no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ no yiye paa. “Asiane” betumi ato yɛn mu biara. (Ɔsɛnk. 9:11) Yɛn nkwa betumi aba awiei prɛko pɛ. Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn bere adi dwuma yiye? Ɛne sɛ, yɛde bɛyɛ Yehowa apɛde, na ayɔnkofa a yɛne no wɔ no, yɛde ahyɛ mu den. (Yoh. 14:21) Ɛsɛ sɛ ‘yetintim a yennhinhim, na yɛyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu daa.’ (1 Kor. 15:58) Afei sɛ yɛn nkwa ba awiei, anaa sɛ wiase bɔne yi ba awiei a, yɛrennu yɛn ho da.—Mat. 24:13; Rom. 14:8. w23.02 18 ¶12-14

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena