Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es24 kr. 17-26
  • February

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • February
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2024
  • Nsɛmti Nketewa
  • Yawda, February 1
  • Fida, February 2
  • Memeneda, February 3
  • Kwasida, February 4
  • Dwoda, February 5
  • Benada, February 6
  • Wukuda, February 7
  • Yawda, February 8
  • Fida, February 9
  • Memeneda, February 10
  • Kwasida, February 11
  • Dwoda, February 12
  • Benada, February 13
  • Wukuda, February 14
  • Yawda, February 15
  • Fida, February 16
  • Memeneda, February 17
  • Kwasida, February 18
  • Dwoda, February 19
  • Benada, February 20
  • Wukuda, February 21
  • Yawda, February 22
  • Fida, February 23
  • Memeneda, February 24
  • Kwasida, February 25
  • Dwoda, February 26
  • Benada, February 27
  • Wukuda, February 28
  • Yawda, February 29
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2024
es24 kr. 17-26

February

Yawda, February 1

Monnodɔ mo ho sɛnea medɔ mo no.—Yoh. 15:12.

Ɛnnɛ daa asɛm no kyerɛ sɛn? Sɛnea Yesu kyerɛkyerɛɛ mu no, wei yɛ ɔdɔ a ɛkanyan obi ma ɔdɔ afoforo sen ne ho; sɛ ɛho behia a, saa ɔdɔ yi ka Kristoni ma ɔde ne nkwa mpo to hɔ ma ne nua Kristoni. Onyankopɔn Asɛm si so dua sɛ ɔdɔ ho hia paa. Nnipa pii wɔ hɔ a, Bible mu nsɛm a wɔn ani gye ho paa no, nea edidi so yi ka ho: “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yoh. 4:8) “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mat. 22:39) “Ɔdɔ kata bɔne pii so.” (1 Pet. 4:8) “Ɔdɔ to ntwa da.” (1 Kor. 13:8) Saa kyerɛwnsɛm yi ne kyerɛwnsɛm afoforo ma ɛda adi pefee sɛ ɛho hia paa sɛ yɛda ɔdɔ adi. Ɔdɔ kann de, Yehowa nkyɛn na efi. Enti wɔn a Yehowa honhom ne ne nhyira wɔ wɔn so nko ara na wɔbetumi ada ɔdɔ a ɛte saa adi. (1 Yoh. 4:7) Ɛnyɛ nwanwa sɛ Yesu kaa sɛ ɔdɔ kann na ɛbɛma yɛahu n’akyidifo anokwafo. Yesu kaa sɛ n’akyidifo anokwafo bɛda ɔdɔ kann adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho, na ɛnnɛ nnipa pii di ho adanse. w23.03 27-28 ¶5-8

Fida, February 2

Wɔde wo bɔne akyɛ wo.—Luka 7:48.

Wopɛ sɛ wutumi de afoforo bɔne kyɛ wɔn? Wohwɛ Bible mu a, wubehu sɛ ebinom fii wɔn komam de afoforo bɔne kyɛɛ wɔn, na ebinom nso anyɛ saa. Bɔ mmɔden kenkan wɔn ho asɛm na dwinnwen ho. Momma yɛnhwɛ Yesu. Oyii ne yam de afoforo bɔne kyɛɛ wɔn. (Luka 7:47) Afei nso, wamfa n’adwene ansi wɔn mfomso so; nea wobetumi ayɛ mmom na ɔde n’adwene sii so. Nanso Farisifo a na wɔwɔ Yesu bere so no de, ‘na wɔmfa afoforo nyɛ hwee.’ (Luka 18:9) Sɛ wususuw saa nhwɛso ahorow yi ho wie a, bisa wo ho sɛ: ‘Afoforo suban bɛn na ɛyɛ a mihu? Wɔn suban no mu nea ɛwɔ he na mede m’adwene si so?’ Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wode obi bɔne bɛkyɛ no a, suban pa a ɔwɔ no, bɔ mmɔden kyerɛw dodow biara a wubetumi. Afei bisa wo ho sɛ: ‘Saa onipa yi, sɛn na Yesu hu no? Yesu hwɛ no a, ɔde ne bɔne bɛkyɛ no anaa?’ Yɛyɛ saa a, ebetumi ama yɛasesa adwene a yɛwɔ wɔ onii no ho. Ebia mfiase no, ebehia sɛ yɛyere yɛn ho paa na yɛatumi de obi a wafom yɛn bɔne akyɛ no. Nanso sɛ yɛkɔ so mia yɛn ani a, ebedu baabi no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛde bɔne bɛkyɛ. w22.04 23 ¶6

Memeneda, February 3

‘Ɔsomaa ne bɔfo ma ɔnam nsɛnkyerɛnne so de adiyisɛm no mae.’—Adi. 1:1.

Adiyisɛm nhoma no ka nkekaboa bi a wogyina hɔ ma Onyankopɔn atamfo ho asɛm. Ɛho nhwɛso ne ‘akekaboa bi a ɔrepue afi po mu’ no. “Ɔwɔ mmɛn du ne ti ason.” (Adi. 13:1) Ɔno akyi no, akekaboa foforo bi nso ‘pue fii asaase mu.’ Saa akekaboa yi kasa te sɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hu, na “ɔma ogya mpo fi soro ba.” (Adi. 13:​11-13) Afei, “akekaboa kɔkɔɔ bi” nso bae a na tuutuuni bi te ne so. Saa nkekaboa mmiɛnsa yi gyina hɔ ma nkurɔfo bi a efi teteete nyinaa wɔsɔre tia Yehowa Nyankopɔn ne n’Ahenni no. Ɛno nti, ɛho hia sɛ yehu saa atamfo no. (Adi. 17:​1, 3) Ɛsɛ sɛ yehu nea saa nkekaboa no ne tuutuuni no gyina hɔ ma. Sɛ yɛbɛte ase yiye a, gye sɛ yɛma Bible no kyerɛ yɛn. Nneɛma a wɔde gyina hɔ ma biribi a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, bebree wɔ hɔ a Bible nhoma afoforo adi kan akyerɛkyerɛ mu. w22.05 8-9 ¶3-4

Kwasida, February 4

Fa wo koma nyinaa . . . dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.—Mat. 22:37.

Yehowa asomfo binom wɔ hɔ a, onyin anaa yare nti, wontumi nyɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ nyinaa. Wei tumi ma wɔn abam bu. Sɛ ɛtɔ da na wuntumi nyɛ nea wopɛ sɛ woyɛ nyinaa ma enti w’abam abu a, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi me hɔ?’ Ɛne sɛ, mprempren, tebea biara a wowom no, wobɛyɛ nea wubetumi nyinaa. Wo de, susuw wei ho hwɛ: Onuawa bi a wadi mfe 80 abam abu efisɛ nea na otumi yɛ bere a na wadi mfe 40 no, seesei ontumi nyɛ. Ɛwom sɛ ɔreyɛ nea obetumi nyinaa, nanso ɔte nka sɛ ɛnsɔ Yehowa ani. Nanso ɛyɛ nokware saa? Wo de, dwen ho hwɛ. Sɛ onuawa yi yɛɛ nea obetumi nyinaa bere a ɔwɔ mfe 40, na ɔda so ara reyɛ nea obetumi nyinaa seesei a ɔwɔ mfe 80 yi a, ɛkyerɛ sɛ ɔntew ntenae; nea obetumi nyinaa na ɔda so reyɛ no. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa a, Yehowa bɛma yɛn ‘amo!’ (Fa toto Mateo 25:​20-23 ho.) Sɛ yɛamfa yɛn adwene ansi nea yɛrentumi nyɛ so, na yɛde si nea yebetumi ayɛ so a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛn ani begye. w22.04 10 ¶2; 11 ¶4-6

Dwoda, February 5

Mihuu kurow kronkron, Yerusalem Foforo no.—Adi. 21:2.

Adiyisɛm ti 21 no de 144,000 no toto kurow bi a ɛyɛ fɛ paa ho. Wɔfrɛ saa kurow no “Yerusalem Foforo.” Ná kurow no wɔ fapem 12, na na wɔakyerɛkyerɛw “Oguammaa no asomafo 12 no din 12 no wɔ so.” (Adi. 21:​10-14; Efe. 2:20) Kurow foforo biara ne saa kurow yi nsɛ. Ná kurow no mmɔnten yɛ sika kɔkɔɔ amapa, ɛwɔ apon 12 a wɔde abohene ayɛ. N’afasu ne ne fapem nso, wɔde aboɔden abo na ayɛ, na na n’afanan nyinaa yɛ pɛpɛɛpɛ. (Adi. 21:​15-21) Nanso Yohane hui sɛ aka biribi! Hwɛ nea afei Yohane kae: “Manhu asɔrefi biara wom, efisɛ ade nyinaa so Tumfo Yehowa Nyankopɔn ne Oguammaa no na wɔyɛ n’asɔrefi. Enhia sɛ owia anaa ɔsram hyerɛn wɔ kurow no mu, efisɛ Onyankopɔn anuonyam ma ɛhɔ hyerɛn, na Oguammaa no ne ne kanea.” (Adi. 21:​22, 23) Yerusalem Foforo no mufo behu Yehowa anim ne anim.—Heb. 7:27; Adi. 22:​3, 4. w22.05 17-18 ¶14-15

Benada, February 6

‘Obiara nkɔ so nnya ne yɔnko ho abotare na obiara mfa ne yɔnko bɔne nkyɛ no korakora. Sɛnea Yehowa ayi ne yam de akyɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.’—Kol. 3:13.

Ɛwom sɛ Yehowa yɛ yɛn Bɔfo, yɛn Mmarahyɛfo ne yɛn Temmufo, nanso ɔsan yɛ yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn. (Dw. 100:3; Yes. 33:22) Sɛ yɛyɛ no bɔne, na yefi yɛn komam nu yɛn ho a, wayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ yɛn, efisɛ ɔno na ɔwɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ. (Dw. 86:5) Yehowa nam odiyifo Yesaia so kaa saa awerɛkyekyesɛm yi: “Ɛwom, mo bɔne te sɛ koogyan, nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.” (Yes. 1:18) Esiane sɛ bɔne wɔ yɛn nyinaa ho nti, yetumi ka nsɛm anaa yɛyɛ biribi ma ɛhaw afoforo. (Yak. 3:2) Nanso, wei nkyerɛ sɛ yɛrentumi ne afoforo ntena asomdwoe mu. Sɛ yetumi de afoforo mfomso kyɛ wɔn a, yebetumi ne wɔn atena asomdwoe mu. (Mmeb. 17:9; 19:11; Mat. 18:​21, 22) Sɛ obi yɛ biribi a ɛnhyɛ da nhaw adwene tia yɛn a, Yehowa pɛ sɛ yɛde kyɛ ɔyaa ko no. Adɛn ntia? Ade yi, Yehowa yi ne yam de kyɛ yɛn ‘ma ɛboro so.’—Yes. 55:7. w22.06 8 ¶1-2

Wukuda, February 7

‘Munsuasua wɔn a wɔnam gyidi ne abotare so nya bɔhyɛ ahorow no.’—Heb. 6:12.

Ɛwom, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa yɛn ho antoto afoforo, nanso yebetumi asua biribi afi Yehowa asomfo anokwafo hɔ. Momma yɛmfa Yesu nyɛ nhwɛso. Ɛwom sɛ na bɔne nni ne ho, nanso yebetumi asuasua ne su a ɛyɛ fɛ ne nneɛma pa a ɔyɛe no. (1 Pet. 2:21) Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara di Yesu nhwɛso akyi pɛɛ a, ɛma yetumi som Yehowa yiye. Yɛhwɛ Onyankopɔn Asɛm mu a, yebehu mmarima ne mmea anokwafo bebree a yebetumi asuasua wɔn, ɛmfa ho sɛ na sintɔ wɔ wɔn ho no. Yɛnhwɛ Ɔhene Dawid a Yehowa kaa ne ho asɛm sɛ “ɔyɛ ɔbarima a ɔyɛ nea me koma pɛ” no. (Aso. 13:22) Nanso Dawid dii mfomso akɛse bi. Ne nyinaa mu no, yebetumi asuasua nneɛma pa a ɔyɛe no. Adɛn ntia? Efisɛ wamfa nsɛm anyiyi ne ho ano. Mmom, nteɛso a wɔde maa no no, ogye toom, na ofii ne komam nuu ne ho. Ɛno nti, Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no.—Dw. 51:​3, 4, 10-12. w22.04 13 ¶11-12

Yawda, February 8

Nea onipa wɔ nyinaa, ɔde bɛma de apere ne nkwa.—Hiob 2:4.

Bible ama yɛahu sɛ owu yɛ ɔtamfo. (1 Kor. 15:​25, 26) Sɛ owu ho asɛm besi yɛn tirim a, ebia yɛn yam bɛhyehye yɛn, ɛnkanka bere a yɛn anaa yɛn dɔfo bi yare denneennen no. Adɛn nti na yesuro owu? Efisɛ Yehowa bɔɔ yɛn sɛ yɛntena ase daa, na yɛn ani nnye. (Ɔsɛnk. 3:11) Sɛ yesuro owu a ɛnyɛ bɔne, efisɛ ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ nneɛma a ɛbɛbɔ yɛn nkwa ho ban. Ebi ne sɛ, ebetumi aboa yɛn ama yɛadi nnuan pa, yɛayɛ nhyehyɛe ateɛteɛ yɛn apɔw mu, na sɛ yɛyare a yɛakohu dɔkta na yɛanom nnuru a ɛbɛboa yɛn. Afei nso, ɛremma yɛnyɛ nneɛma a ebetwa yɛn nkwa so. Satan nim sɛ yɛmpɛ sɛ yebewu. Waka sɛ yɛde nea yɛwɔ nyinaa bɛma de apere yɛn nkwa, na sɛ ɛbɛma yɛne Yehowa ntam asɛe mpo a, yɛbɛyɛ. (Hiob 2:5) Nea Satan aka no yɛ atoro paa! Nanso esiane sɛ ɔno ne “nea otumi de owu ba” nti, ɔpɛ sɛ owu ho hu hyɛ yɛn so ma yɛpo Yehowa.—Heb. 2:​14, 15. w22.06 18 ¶15-16

Fida, February 9

Mommma abufuw no nntena hɔ nnkosi sɛ owia bɛtɔ.—Efe. 4:26.

Sɛ wɔbara yɛn adwuma no a, ebia ebehia sɛ yehyiam wɔ akuw nketewa mu. Enti, saa bere yi paa na ehia sɛ yɛhwɛ sɛ asomdwoe wɔ yɛne yɛn nuanom ntam. Satan na ɛsɛ sɛ yɛko tia no, na ɛnyɛ yɛn nuanom. Bu w’ani gu wo nuanom mfomso so, na sɛ mente-me-ho-ase bi wɔ wo ne onua bi ntam a, munsiesie no ntɛm. (Mmeb. 19:11) Momma yemfi yɛn pɛ mu mmoa yɛn ho yɛn ho. (Tito 3:14) Mmoa a onuawa bi a na wadi amia asɛnka kuw mufo de maa no nyaa asɛnka kuw no mufo nyinaa so nkɛntɛnso pa. Ɛma wɔbɛyɛe sɛ abusua. (Dw. 133:1) Anuanom mpempem pii wɔ aman a aban no abara yɛn adwuma so, nanso wɔda so ara resom Yehowa. Ebinom wɔ hɔ a, wɔn gyidi nti, wɔde wɔn agu afiase. Yebetumi abɔ mpae ama wɔne wɔn mmusua. Afei nso, yebetumi abɔ mpae ama wɔn a wɔde wɔn fahodi abɔ afɔre reboa ama anuanom yi atumi asom Yehowa, wɔanya nea wɔhia, na wɔatwitwa agye wɔn wɔ asɛnnibea no. (Kol. 4:​3, 18) Mmu tumi a wo mpaebɔ wɔ no adewa da!—2 Tes. 3:​1, 2; 1 Tim. 2:​1, 2. w22.12 26¶15-16

Memeneda, February 10

Wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho?—Rom. 2:21.

Mmofra taa suasua wɔn awofo. Ɛwom, ɔwofo biara nni hɔ a bɔne nni ne ho. (Rom. 3:23) Nanso awofo a wɔdɔ Yehowa no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso pa ama wɔn mma asuasua. Agya bi kaa sɛ: “Sɛnea foam tumi nonom nsu biara no, saa ara na mmofra nso te.” Ɔsan kaa sɛ: “Sɛ yɛka biribi na yɛamfa anyɛ adwuma nso a, wɔbɛka.” Enti sɛ yɛpɛ sɛ yɛn mma dɔ Yehowa a, ɛnde ɔdɔ a yɛn ankasa wɔ ma Yehowa no, ɛsɛ sɛ emu yɛ den paa, na ɛda adi ma wohu. Akwan a awofo bɛfa so akyerɛkyerɛ wɔn mma ama wɔadɔ Yehowa no dɔɔso. Onua bi a wɔfrɛ no Andrew adi mfe 17. Ɔkaa sɛ: “Ná m’awofo ka kyerɛ me daa sɛ, mpaebɔ ho hia paa. Anadwo biara, na me papa ne me bɔ mpae. Sɛ mabɔ mpae dedaw mpo a, na ɔsan ne me bɔ mpae. . . . Seesei ɛnyɛ den mma me sɛ mɛbɔ Yehowa mpae, na mihu no sɛ ɔyɛ m’Agya a ɔdɔ me.” Awofo, munhu sɛ, sɛ mo ankasa modɔ Yehowa a, ebetumi apusuw mo mma ama wɔn nso abɛdɔ no. w22.05 28 ¶7-8

Kwasida, February 11

‘Asubɔ na seesei egye mo nkwa.’—1 Pet. 3:21.

Sɛ yɛbɛfata ama asubɔ a, nneɛma a ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ no, emu baako ne sɛ yebefi yɛn komam anu yɛn ho wɔ yɛn bɔne ho. (Aso. 2:​37, 38) Sɛ obi anu ne ho ampa a, nsakrae a ɔyɛ no nyɛ daadaakra. Nneyɛe biara a Yehowa ani nnye ho no, woayi afi w’akwan mu anaa? Ebi ne aguamammɔ, sigaret ne tawanom, kasafi anaa atɛnnidi. (1 Kor. 6:​9, 10; 2 Kor. 7:1; Efe. 4:29) Kɔ so ara yere wo ho yɛ nsakrae. Ma nea ɔne wo sua Bible no anaa asafo mu mpanyimfo no mmoa wo. Sɛ wunnyinii na wo ne w’awofo na ɛte a, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔmmoa wo sɛnea ɛbɛyɛ a suban bɔne biara a ɛretwe wo san nti a wuntumi mmɔ asu no, wubetumi agyae. Ɛho hia nso sɛ yɛyɛ nhyehyɛe a yɛde bɛsom Yehowa daa na yedi akyi. Ebi ne sɛ yɛbɛkɔ adesua na yɛama mmuae. (Heb. 10:​24, 25) Sɛ wɔnya ma wo kwan sɛ wubetumi akɔ asɛnka a, fa ka wo nhyehyɛe ho na yɛ no daa. w23.03 10-11 ¶14-16

Dwoda, February 12

Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: “Esiane nea woayɛ yi nti, wɔadome wo.”—Gen. 3:14.

Wɔn a Genesis 3:​14, 15 ka wɔn ho asɛm no bi ne, “ɔwɔ” bi, ne ɔwɔ no ‘aseni.’ Sɛ ɔwɔ no yɛ ɔwɔ ankasa a, anka ɔrentumi nte asɛm a Yehowa kaa wɔ Eden turom hɔ no ase. Enti, ɛbɛyɛ sɛ onii a na Yehowa rebu no atɛn no, na ɔyɛ abɔde a onim nyansa. Ɛyɛ hena? Adiyisɛm 12:9 ma yehu onii no. Asɛm a ɛwɔ hɔ no ma yehu no pefee sɛ “ɔwɔ dedaw no” gyina hɔ ma Satan Ɔbonsam. Ɛtɔ da a Bible de asɛmfua aseni di dwuma de kyerɛ wɔn a wotumi suasua obi ara ma wuhu wɔn a wobɛka sɛ, wei de, papa asomasi mma ni. Enti, ɔwɔ no aseni no gyina hɔ ma abɔfo ne nnipa a wosuasua Satan na wɔsɔre tia Yehowa Nyankopɔn ne ne nkurɔfo. Abɔfo a wogyaw wɔn adwuma hɔ wɔ soro baa asaase so wɔ Noa bere so, ɛne nnipa abɔnefo a wɔyɛ wɔn ade te sɛ wɔn papa Ɔbonsam no nyinaa ka ho.—Gen. 6:​1, 2; Yoh. 8:44; 1 Yoh. 5:19; Yuda 6. w22.07 15 ¶4-5

Benada, February 13

‘Monhwehwɛ mu nhu nneɛma a ehia paa no.’—Filip. 1:10.

Ná ɔsomafo Paul dɔ anuanom paa. Ná wakɔ ahokyere mu pɛn, enti bere a anuanom rehyia sɔhwɛ no, na obetumi anya ayamhyehye ne tema ama wɔn. Bere bi Paul sika sae, enti na ɛsɛ sɛ ɔpɛ adwuma bi yɛ na watumi ahwɛ ne ho ne wɔn a na ɛka ne ho no. (Aso. 20:34) Ná ɔyɛ ntamadan. Bere a okoduu Korinto no, odii kan ne Akwila ne Priskila yɛɛ ntamadan adwuma, efisɛ saa adwuma no ara na na wɔn nso yɛ. Nanso “homeda biara,” na ɔka asɛm no kyerɛ Yudafo ne Greecefo. Afei bere a Silas ne Timoteo bae no, “Paul fii ase de ne bere nyinaa kaa asɛm no.” (Aso. 18:​2-5) Ade titiriw a na esi Paul ani so wɔ n’asetenam no, ne werɛ amfi da; ɛne sɛ ɔbɛsom Yehowa. Esiane sɛ na Paul yere ne ho yɛ asɛnka adwuma no, na ɔsan yɛ adwuma de hwɛ ne ho nti, otumi hyɛɛ ne nuanom nkuran. Ɔkaee wɔn sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔma asetena mu dadwen ne nea wɔbɛyɛ de ahwɛ wɔn mmusua ma wɔn werɛ fi “nneɛma a ehia paa no.” Saa nneɛma no ne biribiara a yɛyɛ de som Yehowa. w22.08 20 ¶3

Wukuda, February 14

Ɛsɛ sɛ wodi kan ka asɛmpa no wɔ amanaman nyinaa mu.—Mar. 13:10.

Ɛnnɛ, Onyankopɔn pɛ sɛ yɛka Ahenni ho asɛmpa no wɔ asaase so baabiara. (1 Tim. 2:​3, 4) Wei yɛ Yehowa adwuma, na hia a ehia paa nti, ɔde ahyɛ ne Dɔba no nsa. Esiane sɛ Yesu na ɛrehwɛ asɛnka adwuma no so nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛhwɛ ama yɛayɛ no sɛnea Yehowa pɛ ansa na awiei no aba. (Mat. 24:14) Yɛyɛ dɛn hu saa? Aka kakra ma Yesu akɔ soro no, ɔne n’akyidifo anokwafo bi hyiae wɔ bepɔw bi so wɔ Galilea. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa ama me.” Hyɛ asɛm a ɔka toaa so no nsow: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.” (Mat. 28:​18, 19) Yehowa ama Yesu tumi sɛ ɔnyɛ nneɛma pii, na emu baako ne sɛ ɔbɛkyerɛ sɛnea yɛnyɛ asɛnka adwuma no. Yesu bɛkɔ so ahwɛ asɛnka adwuma no so abesi yɛn bere yi so. w22.07 8 ¶1, 3; 9 ¶4

Yawda, February 15

Bere no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔapue. Wɔn a wɔyɛɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔre mu.—Yoh. 5:​28, 29.

Atreneefo a wɔyɛɛ papa ansa na wɔrewu no benya “nkwa wusɔre,” efisɛ wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu dedaw. Wei kyerɛ sɛ “wɔn a wɔyɛɛ papa” a wobenyan wɔn a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Yohane 5:29 no, wɔn ara ne “atreneefo” a wobenyan wɔn a wɔn ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma 24:15 no. Saa ntease yi ne asɛm a ɛwɔ Romafo 6:7 no hyia. Ɛhɔ ka sɛ: “Nea wawu no, wɔde ne bɔne akyɛ no.” Bɔne a saa atreneefo yi yɛe bere a wɔte ase no, wowui no, Yehowa de kyɛɛ wɔn. Nanso nneɛma pa a wɔyɛe no de, ɔda so kae. (Heb. 6:10) Ɛno koraa no, ɛsɛ sɛ atreneefo a wɔanyan wɔn no kɔ so ara di nokware sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn din remfi nkwa nhoma no mu. w22.09 18 ¶13, 15

Fida, February 16

[Yehowa] nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo.—Dw. 33:4.

Sɛ yɛreka wɔn a nkurɔfo tumi gyee wɔn dii a, yɛrentumi ntwa odiyifo Daniel nnyaw koraa. Ɛwom sɛ na atamfo abɛfa no kɔ nkoasom mu wɔ Babilon, nanso ankyɛ koraa na nkurɔfo hui sɛ ɔyɛ obi a wobetumi agye no adi. Nea ɛmaa nkurɔfo begyee no dii kɛse koraa ne sɛ, Yehowa boaa no ma otumi kyerɛɛ dae a Babilon hene Nebukadnesar sosoe no ase. (Dan. 4:​20-22, 25) Wei akyi mfe pii no, Daniel san daa ne ho adi sɛ obi a nkurɔfo betumi agye no adi. Nkyerɛwee bi a obiara nnim nea ɛkyerɛ a ebeguu Babilon ahemfie fasu ho no, otumi kyerɛɛ ase pɛpɛɛpɛ. (Dan. 5:​5, 25-29) Akyiri yi, Mediani Dario ne n’ahemfie mpanyimfo nso behui sɛ Daniel ‘nim nyansa paa.’ Wogye toom sɛ na Daniel ‘di nokware, ɔmfa n’adwuma nni agorɔ, na na bɔne biara nni ne ho.’ (Dan. 6:​3, 4) Yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ: ‘Nkurɔfo nim me sɛ obi a wobetumi agye no adi anaa?’ Sɛ afoforo tumi nya yɛn mu gyidi a, ɛde ayeyi brɛ Yehowa. w22.09 8-9 ¶2-4

Memeneda, February 17

Munsuasua Onyankopɔn, efisɛ moyɛ ne mma a ɔdɔ mo.—Efe. 5:1.

Sɛ yɛde Yehowa mmara a ɛfa papa ne bɔne ho no yɛ adwuma a, ɛboa yɛn. Adɛn nti na yɛreka saa? Yɛnhwɛ mfatoho bi. Fa no sɛ nnwumakuw a esisi adan no, wɔn mu biara wɔ sɛnea esusuw nneɛma de si dan. Wohwɛ a, dɛn na ebesi? Anka biribiara bɛyɛ basaa. Afei nso, akwankyerɛ pɔtee a ɛsɛ sɛ dɔktafo ne nɛɛsefo di akyi de sa nkurɔfo yare no, sɛ wɔamfa anyɛ adwuma a, ebetumi ama ebinom awu. Wei ma yehu sɛ, sɛ yɛwɔ mmara pɔtee anaa ɔkwan pɔtee a yɛfa so yɛ biribi a, ɛbɔ yɛn ho ban. Saa ara nso na Onyankopɔn mmara a ɛfa papa ne bɔne ho no bɔ yɛn ho ban. Yehowa hyira wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi ne mmara so no. Ɔhyɛ bɔ sɛ: “Atreneefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wɔbɛtena so daa.” (Dw. 37:29) Sɛ nnipa nyinaa de Yehowa mmara reyɛ adwuma a, wo de hwɛ sɛnea anka ɛde baakoyɛ, asomdwoe ne anigye bɛba! Asetena a ɛte saa na Yehowa pɛ sɛ wunya. Ampa, yɛn nyinaa wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛn ani gye ho paa sɛ yɛbɛyɛ adetrenee! w22.08 27-28 ¶6-8

Kwasida, February 18

Ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu.—2 Tim. 4:5.

Sɛ yehyia ɔhaw a, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebedi Yehowa nokware na yɛabata n’ahyehyɛde no ho. Yɛbɛyɛ dɛn adi ɔhaw a ɛte saa so? Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ, yɛkɔ so wɛn, na yegyina pintinn wɔ gyidi no mu. Sɛ yɛamma yɛn koma antu, yesusuw nneɛma ho yiye, na yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya Yehowa adwene a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani da hɔ. Yɛyɛ saa a, yɛrennyina sɛnea yɛte nka so nsusuw nneɛma ho. Ebia yɛte nka sɛ yɛn nua Kristoni bi ne yɛn anni no yiye, ebi mpo a na ɔyɛ asafo mu panyin. Ebia na ɛnyɛ n’adwene ne sɛ ɔbɛyɛ biribi ama ahaw wo. (Rom. 3:23; Yak. 3:2) Nanso, ebetumi aba sɛ nea ɔyɛe no haw wo. Ebi mpo a wubisaa wo ho sɛ, ‘Enti Yehowa asafo mu paa na onua atumi ayɛ me sei?’ Adwene a Satan pɛ sɛ yenya ara no no. (2 Kor. 2:11) Adwene a ɛnteɛ saa betumi ama yɛatwe yɛn ho afi Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho. Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yie na yɛamfa obiara ho abufuw anhyɛ yɛn mu. w22.11 20 ¶1, 3; 21 ¶4

Dwoda, February 19

Fa w’ani to Yehowa so.—Dw. 27:14.

Yehowa ama yɛn anidaso nwanwaso bi; ɛno ne daa nkwa. Ebinom wɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ soro; wɔbɛyɛ honhom abɔde a wɔrenwu da. (1 Kor. 15:​50, 53) Nanso, nnipa dodow no ara wɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so daa; wɔn ani begye na wobenya apɔwmuden a edi mu. (Adi. 21:​3, 4) Sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛtena ase daa wɔ soro oo, asaase so oo, yɛn anidaso no som bo ma yɛn. Daakye ho anidaso a yɛwɔ no, ke ara ne ke, ɛbɛbam, efisɛ efi Yehowa hɔ. (Rom. 15:13) Yenim nea wahyɛ ho bɔ no, na yenim nso sɛ odi ne bɔhyɛ so bere nyinaa. (Num. 23:19) Biribiara a Yehowa aka no, yɛwɔ awerɛhyem paa sɛ ɔwɔ ɔpɛ ne tumi a ɔde bɛyɛ. Yɛn soro Agya no dɔ yɛn, na ɔpɛ sɛ yɛde yɛn ho to no so. Sɛ yɛwɔ ahotoso kɛse wɔ Yehowa mu, na yegye di sɛ yɛn anidaso no bɛbam a, yebetumi de akokoduru ne anigye agyina sɔhwɛ biara a yebehyia ano. w22.10 24 ¶1-3

Benada, February 20

Wɔyɛ ɔman atuatewfo, . . . mma a wɔmpɛ sɛ wotie Yehowa mmara.—Yes. 30:9.

Esiane sɛ wɔantie Yehowa nti, Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ Yehowa bɛma wɔahu amane. (Yes. 30:​5, 17; Yer. 25:​8-11) Ampa-ne-ampa ara, Babilonfo bɛsoaa wɔn kɔe. Nanso na Yudafo no bi yɛ anokwafo, na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ, da bi bɛba a Yehowa betwa n’ani abɛhwɛ wɔn. (Yes. 30:​18, 19) Saa pɛpɛɛpɛ na esii nso. Yehowa gyee wɔn fii Babilonfo no nsam. Nanso ɛkyɛe paa ansa na Yehowa regye wɔn. Asɛm a ɛne, “Yehowa de abotare retwɛn sɛ ɔbɛdom mo” no kyerɛ sɛ, na ɛbɛkyɛ ansa na wagye anokwafo no. Nokwasɛm ne sɛ, bere a wɔsoaa Israelfo no kɔɔ Babilon no, edii mfe 70 ansa na wɔrema kwan ama wɔn mu bi asan aba Yerusalem. (Yes. 10:21; Yer. 29:10) Wobeduu wɔn kurom no, afei de, na wɔn su adan serew. w22.11 9 ¶4

Wukuda, February 21

Anigye ne wɔn a trenee nti wɔtan wɔn ani.—Mat. 5:10.

Ɛnnɛ, sɛnea wɔretan yɛn nuanom ani wɔ aman bi so no, saa ara na wɔtan asomafo no nso ani bere a wɔkaa Yesu ho asɛm no. Yudafo Asɛnnibea Kɛse no atemmufo no, mpɛn pii no, “wɔka kyerɛɛ [asomafo no] denneennen sɛ wɔnnka biribiara wɔ Yesu din mu.” (Aso. 4:​18-20; 5:​27, 28, 40) Nanso na wonim sɛ obi a ɔwɔ tumi sen atemmufo no na ‘ahyɛ wɔn sɛ wɔmmɔ dawuru, na wonni Kristo ho adanse frenkyemm nkyerɛ ɔman no.’ (Aso. 10:42) Enti Petro ne Yohane a na wɔyɛ asomafo no ananmusifo no de akokoduru kaa sɛ, wobetie Onyankopɔn na ɛnyɛ saa atemmufo no. Afei nso, wɔkaa sɛ wɔrennyae Yesu ho asɛm ka. (Aso. 5:29) Asomafo no nokwaredi nti, wɔhwee wɔn, na ‘wɔde anigye pue fii Yudafo Asɛnnibea Kɛse no anim kɔe, efisɛ wobuu wɔn sɛ Yesu din nti, wɔfata sɛ wogu wɔn anim ase,’ na wɔkɔɔ so kaa asɛmpa no.—Aso. 5:​41,42. w22.10 12-13 ¶2-4

Yawda, February 22

Eye ma me sɛ mɛbɛn Onyankopɔn.—Dw. 73:28.

Sɛ yɛhyɛ ase sɛ yɛresua Yehowa ho ade a, Bible mu mfitiasesɛm no na yedi kan sua. Ɔsomafo Paul krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo no mu no, ɔkaa sɛ Bible mu mfitiasesɛm no, ɛno ne nneɛma a ‘yedi kan sua no.’ Ɛnyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ nneɛma a ‘yedi kan sua no’ ho nhia, mmom na ɔde retoto nufusu a ɛma akokoaa nyin no ho. (Heb. 5:12; 6:1) Ne nyinaa mu no, ɔsan hyɛɛ Kristofo nyinaa nkuran sɛ, ɛnyɛ Bible mu mfitiasesɛm no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhu, na mmom ɛsɛ sɛ wɔkɔ so sua Onyankopɔn Asɛm mu nokware a emu dɔ no. W’ani gye ho sɛ wubesua Bible nkyerɛkyerɛ a emu dɔ no anaa? Wopɛ sɛ wokɔ so sua Yehowa ne n’atirimpɔw ho ade pii anaa? Yɛn mu pii wɔ hɔ a, ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebesua ade. Wo nso ɛ? Bere a wokɔ sukuu no, wusuaa sɛnea wobɛkan ade yiye ne sɛnea wubesua ade yiye? Ná adesua yɛ wo dɛ, na na wunya so mfaso? Anaa wunyaa adwene sɛ wusua ade a wunhu? Sɛ saa a, ɛnyɛ wo nko. Yehowa bɛboa wo, efisɛ bɔne ne sintɔ biara nni ne ho, na ɔyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔda mu fua. w23.03 9-10 ¶8-10

Fida, February 23

‘Momma wonnua asɛm no wɔ mo mu, na ɛno na ebetumi agye mo nkwa.’—Yak. 1:21.

Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛbɛma kwan ama Onyankopɔn Asɛm agye ntini wɔ yɛn koma mu. Bible mu asuade a ɛfa mmɔborɔhunu, ayamhyehye, ne ɔdɔ ho no, gye sɛ yɛde adwempa kenkan ansa na atumi anwene yɛn. Sɛnea yɛne nkurɔfo di no betumi ama yɛahu sɛ yɛama kwan ama Onyankopɔn Asɛm no renwene yɛn anaa. Farisifo no amma Onyankopɔn Asɛm no ansian ankɔ wɔn koma mu, enti ‘wɔbuu wɔn a wɔn ho nni asɛm no fɔ.’ (Mat. 12:7) Saa ara nso na adwene a yɛwɔ wɔ nkurɔfo ho, ne sɛnea yɛne afoforo di no bɛkyerɛ sɛ yɛama kwan ama Onyankopɔn Asɛm no renwene yɛn anaa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, so yɛtaa ka suban pa a afoforo wɔ ho asɛm, anaa ɛreyɛ ara ni na yɛreka wɔn mfomso ho asɛm? Yɛwɔ mmɔborɔhunu anaa, na yɛayɛ krado sɛ yɛde bɔne bɛkyɛ, anaa yɛkasa tia afoforo, na yɛde wɔn ho asɛm hyɛ yɛn mu? Saa nsɛmmisa no bɛma yɛahu sɛ yɛama kwan ama nea yɛkenkan no renya yɛn adwene, sɛnea yɛte nka, ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade so tumi anaa.—1 Tim. 4:​12, 15; Heb. 4:12. w23.02 12-13 ¶13-14

Memeneda, February 24

Me, Yehowa wo Nyankopɔn, mikura wo nsa nifa mu. Me na meka kyerɛ wo sɛ, “Nsuro. Mɛboa wo.”—Yes. 41:13.

Momma yɛnhwɛ nea Yosef a ofi Arimatea no yɛe. Ná Yudafo no bu no paa. Ná ɔka Sanhedrin no ho; ɛno ne Yudafo asɛnnibea kɛse no. Nanso bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, na Yosef nni akokoduru. Yohane kaa sɛ na Yosef ‘yɛ Yesu suani, a Yudafo no ho suro nti, wamma nkurɔfo anhu sɛ ɔyɛ osuani.’ (Yoh. 19:38) Ɛwom sɛ na Yosef ani gye Ahenni ho asɛmpa no ho, nanso wamma nkurɔfo anhu sɛ na ogye Yesu di. Ɛbɛyɛ sɛ na osuro sɛ, sɛ ɔma nkurɔfo hu sɛ ɔyɛ Yesu suani a, wɔremmu no bio. Nanso, Bible ma yehu sɛ Yesu wui no, Yosef de “akokoduru kɔɔ Pilato anim kɔsrɛe sɛ ɔmfa Yesu amu no mma no.” (Mar. 15:​42, 43) Afei de, Yosef yii n’anim taa Yesu akyi; wanyɛ no sum ase bio. Sɛnea na Yosef suro nnipa no, saa ara na wote anaa? w23.01 30 ¶13-14

Kwasida, February 25

Anigye ne wo nkurɔfo, na anigye ne wo nkoa a wogyina w’anim daa tie wo nyansa no!—1 Ahe. 10:8.

Asomdwoe a Israelfo no nyae ne sɛnea na nneɛma kɔ yiye bere a Solomon redi ade no, Saba hemmaa tee ho asɛm. Saa ɔhemmaa yi twaa kwantenten baa Yerusalem sɛ nea wate no ɔno ara de n’ani reba abɛhwɛ. (1 Ahe. 10:1) Bere a obehuu sɛnea nneɛma te wɔ Solomon ahenni mu no, ɔkaa asɛm a nnɛ daa asɛm no gyina so no. Nanso sɛnea na nneɛma te bere a na Solomon redi ade no, ɛyɛ nea Yehowa bɛyɛ ama adasamma wɔ ne Ba Yesu ahenni no mu ho mpopoe kakraa bi. Yesu yɛ kɛse sen Solomon wɔ akwan nyinaa mu. Ná Solomon tɔ sin. Odii mfomso akɛse na ewiee ase no, ɛkɔfaa ɔhaw kɛse brɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Nanso Yesu de, ɔyɛ Ɔhene a sintɔ biara nni ne ho na onni mfomso. (Luka 1:32; Heb. 4:​14, 15) Kristo ama ada adi sɛ ɔrenyɛ bɔne da anaa ɔrenyɛ biribiara a ɛde ɔhaw bɛbrɛ anokwafo a odi wɔn so no. Anokwa, ɛyɛ hokwan kɛse paa na yɛanya sɛ Yesu ne yɛn Hene. w22.12 11 ¶9-10

Dwoda, February 26

Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔhwɛ mo so.—Heb. 13:17.

Sɛ nsanyare bi retrɛw wɔ baabi a yɛwɔ no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yetie akwankyerɛ a aban no de bɛma. Ebi ne sɛ yɛbɛhohoro yɛn nsa, yɛremmɛn afoforo pii, yɛbɛhyɛ mask, na sɛ yenya yare no bi a, yɛbɛhyɛ dan mu. Sɛ yɛbɔ mmɔden de akwankyerɛ no yɛ adwuma a, ɛkyerɛ sɛ nkwa a Onyankopɔn de ama yɛn no, yɛn ani sɔ paa. Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, ebia yɛn nnamfo, wɔn a ɛte bɛn yɛn, ne nsɛm ho amanneɛbɔfo bɛtrɛw atosɛm mu. Sɛ́ anka yebegye “asɛm biara” a yɛbɛte adi no, ɛsɛ sɛ yetie nsɛm a ɛyɛ nokware a aban no ne adɔktafo bɛka no. (Mmeb. 14:15) Akwankyerɛ Kuw no ne Betel ahorow no yɛ nea wɔbetumi biara sɛ wɔn nsa bɛka nsɛm a ɛyɛ nokware, ansa na wɔde asafo nhyiam ne asɛnka adwuma no ho akwankyerɛ ama. Sɛ yetie wɔn a, ɛbɔ yɛne afoforo ho ban. Afei nso ebetumi ama mpɔtam hɔfo abɔ Yehowa Adansefo din pa.—1 Pet. 2:12. w23.02 23 ¶11-12

Benada, February 27

‘Muntie na munsua sɛ mubesuro Yehowa mo Nyankopɔn.’—Deut. 31:13.

Bere a Israelfo no koduu Bɔhyɛ Asaase no so no, wɔtenaa mmeae ahorow. Israelfo a na wɔte ɔman no fa baabi no, anka ɛrenyɛ den koraa sɛ wɔn werɛ befi wɔn nuanom Israelfo a wɔte ɔman no afã foforo. Nanso Yehowa yɛɛ nhyehyɛe maa Israelfo no hyiaam bere ne bere mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkenkan n’Asɛm no, na wɔakyerɛkyerɛ mu akyerɛ wɔn. (Deut. 31:​10-12; Neh. 8:​2, 8, 18) Sɛ Israelni nokwafo bi bedu Yerusalem, na ohu ne mfɛfo ɔpepem pii a wɔn nso fi ɔman no mu baabiara aba rebɛsom a, wo de, hwɛ sɛnea n’ani begye afa! Yehowa nam saa kwan yi so boaa ne nkurɔfo ma wɔyɛɛ baako. Akyiri yi, yɛhwɛ tete Kristofo no nso a, yehu sɛ na wɔka kasa horow pii. Afei nso na ebinom yɛ nnipa titiriw, ebinom yɛ asikafo, ɛnna ebinom nso yɛ ahiafo. Nanso, wɔde baakoyɛ boom som nokware Nyankopɔn no. Wɔn a wɔbɛyɛɛ gyidifo no, sɛ na wɔbetumi ate Onyankopɔn Asɛm no ase a, na gye sɛ wɔn mfɛfo Kristofo boa wɔn, na wɔne wɔn hyiam som.—Aso. 2:42; 8:​30, 31. w23.02 3 ¶7

Wukuda, February 28

‘Eyi ne daa nkwa.’—Yoh. 17:3.

Yehowa ahyɛ bɔ sɛ wɔn a wɔtie no no benya “daa nkwa.” (Rom. 6:23) Sɛ yedwinnwen ɛbɔ a Yehowa ahyɛ yɛn no ho a, ɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no ayɛ kɛse. Wo de, susuw wei ho hwɛ: Yɛn soro Agya no dɔ yɛn ara ma biribiara rentumi ntetew yɛne ne ntam da. Ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛma yɛn daa nkwa no, ɛboa yɛn ma yetumi gyina ɔhaw a yehyia no ano. Sɛ yɛn atamfo de owu hunahuna yɛn mpo a, yɛrennyae Yehowa som. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, yenim sɛ, sɛ yedi Yehowa nokware na yewu mpo a, obenyan yɛn, na wama yɛn anidaso a ɛbɛma yɛatena ase daa. (Yoh. 5:​28, 29; 1 Kor. 15:​55-58; Heb. 2:15) Yenim sɛ Yehowa betumi ama yɛatena ase daa, efisɛ ɔno na nkwa fi no, na ɔwɔ hɔ daa. (Dw. 36:9) Kyerɛwnsɛm no foa so sɛ Yehowa wɔ hɔ daa. —Dw. 90:2; 102:​12, 24, 27. w22.12 2 ¶1-3

Yawda, February 29

Ɛdɛn na ebetumi atew yɛn afi Kristo dɔ ho? Amanehunu anaa ahoyeraw anaa ɔtan?—Rom. 8:35.

Yehowa asomfo de, sɛ yehyia sɔhwɛ a ɛnyɛ yɛn nwanwa. Sɛnea Bible ka no, yenim sɛ “ɛsɛ sɛ yɛfa amanehunu bebree mu de kɔ Onyankopɔn Ahenni mu.” (Aso. 14:22) Afei nso, yenim sɛ yɛn haw no bi wɔ hɔ a, gye sɛ wiase foforo no mu na ebefi hɔ. Saa bere no, ‘na owu, awerɛhow, osu ne yaw nni hɔ bio.’(Adi. 21:4) Yehowa ma kwan ma yehyia sɔhwɛ. Nanso ɔboa yɛn ma yegyina ano. Yɛnhwɛ nea ɔsomafo Paul ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔte Roma no. Odii kan bobɔɔ sɔhwɛ ahorow a na ɔne ne nuanom no rehyia. Ɛno akyi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim korakora.” (Rom. 8:​36, 37) Wei kyerɛ sɛ, sɛ sɔhwɛ no da so gyina mu mpo a, Yehowa betumi ama asi wo yiye. w23.01 14 ¶1-2

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena