March
Fida, March 1
Adɛn nti na wudwa w’anom?—1 Kor. 4:7.
Ɔsomafo Petro krataa a odii kan kyerɛwee no mu no, ɔhyɛɛ ne nuanom nkuran sɛ akyɛde anaa ɔdom akyɛde biara a wɔwɔ no, wɔmfa nhyɛ wɔn mfɛfo gyidifo den. Petro kyerɛwee sɛ: “Akyɛde a obiara nsa aka no, ɔmfa nsom ne yɔnko sɛ ofiehwɛfo pa a wɔde Onyankopɔn dom akyɛde . . . ahyɛ ne nsa.” (1 Pet. 4:10) Ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ, ɔdom akyɛde biara a yɛwɔ no, sɛ yɛde di dwuma a, afoforo ani bɛbere yɛn anaa wɔn abam bebu enti yɛbɛka ahyɛ. Nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa anhoahoa yɛn ho. (1 Kor. 4:6) Momma yɛnkae sɛ, ɔdom akyɛde biara a yɛwɔ no fi Onyankopɔn hɔ. Ɛsɛ sɛ yɛde saa akyɛde no hyɛ asafo no den, na ɛnsɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn ho anuonyam. (Filip. 2:3) Sɛ yɛde yɛn ahoɔden ne yɛn dom akyɛde yɛ Onyankopɔn apɛde a, ɛbɛma yɛanya biribi agyina so adi ahurusi. Ɛnyɛ sɛ yɛde nea yɛreyɛ no rekyerɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sen afoforo anaa yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛsen wɔn, na mmom ɔdom akyɛde a yɛwɔ no na yɛpɛ sɛ yɛde yi Yehowa ayɛ. w22.04 11-12 ¶7-9
Memeneda, March 2
Bue m’aniwa na minhu anwonwasɛm a ɛwɔ wo mmara mu.—Dw. 119:18.
Ná Yesu ani gye Kyerɛw Kronkron no ho paa. Wɔhyɛɛ wei ho nkɔm wɔ Dwom 40:8. Ɛhɔ ka sɛ: “O me Nyankopɔn, nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, na wo mmara wɔ me koma mu tɔnn.” Wei maa n’ani gyei, na ɔkɔɔ so ara som Yehowa. Yɛn nso, sɛ yɛyere yɛn ho ma Onyankopɔn Asɛm sian kɔ yɛn koma mu a, ɛbɛma yɛn ani agye na yɛbɛkɔ so asom Yehowa. (Dw. 1:1-3) Momma yɛmma Yesu nsɛm ne ne nhwɛso mmoa yɛn mma yentu mpɔn wɔ yɛn Bible akenkan mu. Sɛ yɛbɔ mpae ansa na yɛakan Bible no, sɛ yɛto yɛn bo ase kan, sɛ yebisabisa yɛn ho nsɛm, na yɛkyerɛw nsɛm kakra gu hɔ a, ɛbɛboa yɛn ama yɛate nea yɛkenkan no ase yiye. Yebetumi de nhumu ayɛ adwuma, na yɛato yɛn bo ase de asafo nhoma apɛɛpɛɛ nea yɛkenkan no mu. Afei nso, sɛ yɛde adwempa kenkan Onyankopɔn Asɛm a, ebetumi anwene yɛn. Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ saa nneɛma yi a, yebenya yɛn Bible akenkan so mfaso kɛse, na ɛbɛma yɛabɛn Yehowa paa.—Dw. 119:17; Yak. 4:8. w23.02 13 ¶15-16
Kwasida, March 3
Nsiyɛfo nhyehyɛe bewie yiye.—Mmeb. 21:5.
Fa botae pɔtee bi si w’ani so. Afei tu anammɔn pɔtee bi a ɛbɛma woadu wo botae no ho. Wobɛyɛ no sɛn? Yɛmfa no sɛ wopɛ sɛ wutumi kyerɛkyerɛ yiye. Wubetumi ato wo bo ase asua Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho nhomawa no. Sɛ wɔma wo dwumadi wɔ nnawɔtwe mfinimfini adesua no mu a, wubetumi ayɛ akyerɛ onua bi a ne ho akokwaw na woatie nea ɔbɛka, ansa na da a wobɛyɛ no adu so. Bɔ mmɔden ma anuanom nhu sɛ, ɛnyɛ sɛ wunim nkyerɛkyerɛ kɛkɛ, na mmom sɛ wɔma wo dwumadi a, wubesiesie wo ho abɛyɛ. (2 Kor. 8:22) Ebia wopɛ sɛ wutu mpɔn wɔ biribi mu, nanso ɛyɛ den ma wo. Sɛ saa a, dɛn na wobɛyɛ? Mma w’abam mmmu! So Timoteo bɛyɛɛ ɔkasafo a onim nkyerɛkyerɛ yiye anaa? Bible no nka. Nanso ɛda adi sɛ, bere a ɔde Paul afotu no yɛɛ adwuma no, nkakrankakra, otumi yɛɛ dwumadi ahorow a na ɛhyɛ ne nsa no yiye.—2 Tim. 3:10. w22.04 24-25 ¶8-11
Dwoda, March 4
Mihuu akekaboa bi a ɔwɔ mmɛn du ne ti ason sɛ ɔrepue afi po mu.—Adi. 13:1.
Akekaboa a ɔwɔ ti nson no gyina hɔ ma dɛn? Yehu sɛ saa aboa yi te sɛ ɔsebɔ, nanso ne nan te sɛ osisi nan, n’ano te sɛ gyata ano, na ɔwɔ mmɛn du. Saa ara na mmoa nnan a wɔn ho asɛm wɔ Daniel ti 7 no nso te. Nanso Adiyisɛm nhoma no de, ɛnka mmoa nnan ho asɛm, mmom aboa baako a ɔte sɛ mmoa nnan no nyinaa na ɛka ho asɛm. Saa akekaboa yi, ɛnyɛ aban bi anaa ahemman bi a edi wiase nyinaa so na egyina hɔ ma. Wɔka akekaboa yi ho asɛm sɛ, odi “mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa ne aman nyinaa so.” Enti, ɛsɛ sɛ ɛyɛ kɛse sen aban a edi ɔman baako pɛ bi so. (Adi. 13:7) Ɛnde, ɛda adi sɛ saa akekaboa yi begyina hɔ ama aban ahorow nyinaa a adi nnipa so fi tete besi nnɛ. (Ɔsɛnk. 8:9) Ade foforo nso ne sɛ Bible mu no, wɔtaa de nɔma du no gyina hɔ ma biribi a edi mu. w22.05 9 ¶6
Benada, March 5
Ɔbɛpopa wɔn aniwa mu nisu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.—Adi. 21:4.
Henanom na ebenya saa nneɛma pa yi so mfaso? Wɔn a wobedi kan anya so mfaso ne kuw kɛse a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ Armagedon ne mma biara a wɔbɛwo wɔn wɔ wiase foforo no mu no. Adiyisɛm ti 20 nso ma yehu sɛ wobenyan awufo. (Adi. 20:11-13) “Atreneefo” a wɔtenaa ase tete a wodii nokware kosii owu mu no, wobenyan wɔn ama wɔabɛtena asaase so. Afei nso, “wɔn a wɔnyɛ atreneefo” a wɔtenaa ase tete, na wɔannya hokwan ansua Yehowa ho ade no, wobenyan wɔn nso. (Aso. 24:15; Yoh. 5:28, 29) So wei kyerɛ sɛ Mfirihyia Apem Nniso no mu no, wobenyan awufo nyinaa anaa? Daabi. Wɔn a wonyaa hokwan a anka wobetumi de asom Yehowa nanso wɔhyɛɛ da poe no de, wɔrennyan wɔn. Wonyaa hokwan no, nanso nea wɔyɛe no kyerɛ sɛ, wɔmpɛ sɛ wɔtena Paradise asaase so.—Mat. 25:46; 2 Tes. 1:9; Adi. 17:8; 20:15. w22.05 18 ¶16-17
Wukuda, March 6
Hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.—Yoh. 6:68.
Yesu nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so anya ahyehyɛde soronko bi wɔ asaase so a ɛrepagyaw nokware som. (Mat. 24:45) Wote nka sɛn wɔ saa ahyehyɛde no ho? Ebia asɛm a ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ Yesu a ɛno ne ɛnnɛ daa asɛm no aba w’adwenem. Wo de hwɛ, sɛ yɛanhu Yehowa ahyehyɛde no a, anka yɛwɔ he nnɛ? Kristo nam ahyehyɛde yi so hwɛ sɛ yebedidi yiye wɔ honhom fam. Afei nso, ɔtete yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no yiye. Ɔsan nso boa yɛn ma yɛhyɛ “suban foforo” no sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛsɔ Yehowa ani. (Efe. 4:24) Sɛ ɔhaw bi ba a, Yesu ma yɛn akwankyerɛ pa. COVID-19 nsanyare kodiawu no bae no, wɔmaa yɛn akwankyerɛ, na sɛnea aboa yɛn no ma yehu sɛ nea yɛreka yi yɛ nokware. Ná nnipa pii ani so atan wɔn a wonhu nea wɔnyɛ. Nanso, Yesu hwɛ maa yɛn nsa kaa akwankyerɛ a emu da hɔ a ɛbɛbɔ yɛn ho ban. w22.07 12 ¶13-14
Yawda, March 7
‘Monhwehwɛ mu nhu nneɛma a ehia paa no.’—Filip. 1:10.
Yehowa ka kyerɛɛ tete Israelfo no sɛ wɔmfa ne ho asɛm nkyerɛkyerɛ wɔn mma bere nyinaa. (Deut. 6:6, 7) Da biara, na awofo no nya kwan a wobetumi ne wɔn mma abɔ nkɔmmɔ na wɔde Yehowa ho dɔ adua mmofra no komam. Yɛfa Israelni abarimaa sei a, ɛbɛyɛ sɛ na ɔde nnɔnhwerew pii boa ne papa ma wodua nnɔbae wɔ afuw mu anaa wotwa nnɔbae. Yɛreka yi nso, ebia na abarimaa no nuabea ne ne maame de nnɔnhwerew pii repam ade, wɔrenwene ntama, anaa wɔreyɛ fie nnwuma foforo. Bere a wɔreyɛ saa nnwuma yi nyinaa yɛ bere a na awofo no betumi ne wɔn mma no abɔ nneɛma pii a ɛho hia ho nkɔmmɔ. Nneɛma a na wobetumi aka ho asɛm no bi ne Yehowa papayɛ ne sɛnea ɔboa wɔn abusua no. Aman bebree wɔ hɔ a, awofo ne mmofra nnya bere mma wɔn ho wɔ da no mu. Ebia na awofo no wɔ adwumam, ɛnna mmofra no nso wɔ sukuu mu. Wei nti, ɛsɛ sɛ awofo hwehwɛ bere ne wɔn mma bɔ nkɔmmɔ.—Efe. 5:15, 16. w22.05 28 ¶10-11
Fida, March 8
Munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn Ahenni?—1 Kor. 6:9.
Sɛ obi yɛ bɔne a ɛsõ a, ɛkyerɛ sɛ wabu Onyankopɔn mmara so paa. Sɛ Kristoni bi yɛ bɔne a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ Yehowa Nyankopɔn mpae, na ɔde kɔto asafo mu mpanyimfo nso anim. (Dw. 32:5; Yak. 5:14) Mpanyimfo no adwuma ne sɛn? Yehowa nko ara na ɔwɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ korakora, na ɔnam agyede afɔre no so na ɛyɛ saa. Nanso, Yehowa ama asafo mu mpanyimfo no adwuma bi. Ɛne sɛ, wonnyina Kyerɛwnsɛm no so nhwɛ sɛ ɛfata sɛ ɔbɔnefo no kɔ so tena asafo no mu anaa. (1 Kor. 5:12) Nneɛma a wɔhwɛ no, baako ne sɛ wɔbɛbɔ mmɔden anya nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae: Onii no boapa na ɔyɛɛ bɔne no? Ɔhyɛɛ da bɔɔ ne tirim pɔw na ɔkɔyɛɛ bɔne no anaa? Ɔyɛɛ bɔne no kyɛe? Nea ehia paa no, adanse bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ onii no afi ne komam anu ne ho? Wohwɛ a, biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa de ne bɔne no akyɛ no?—Aso. 3:19. w22.06 8¶4
Memeneda, March 9
Munni nokware.—Sak. 8:19.
Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔnyɛ adetrenee. (Mat. 5:6) Wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛyɛ adetrenee, yɛbɛyɛ adepa, na yɛama yɛn ho atew wɔ Onyankopɔn ani so. Wudi nokware, na woyɛ adetrenee anaa? Yegye di sɛ woyɛ saa. Wukyi atorodi ne adebɔne biara. (Dw. 119:128, 163) Sɛ obi di atoro a, na ɔresuasua Satan a ɔyɛ wiase yi sodifo no. (Yoh. 8:44; 12:31) Satan botae baako ne sɛ obegu Yehowa Nyankopɔn din kronkron no ho fi. Efi bere a Satan tew atua wɔ Eden no, wakeka Onyankopɔn ho atosɛm ara abesi nnɛ. Satan maa nkurɔfo nyaa adwene sɛ Yehowa yɛ pɛsɛmenkominya, na ɔyɛ Sodifo a ɔnka nokware a ɔde nneɛma pa kame nnipa. (Gen. 3:1, 4, 5) Atosɛm a Satan keka fa Yehowa ho no, ɛte sɛ awuduru a ɛda so ara resɛe nkurɔfo adwene ne wɔn koma. Sɛ nnipa boapa yɛ wɔn adwene sɛ ‘wɔrenni nokware’ a, Satan betumi ama wɔayɛ bɔne a ɛkɔɔ twi kɔɔ brɛman nyinaa bi.—Rom. 1:25-31. w23.03 2 ¶3
Kwasida, March 10
[Yehowa] dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.—Dw. 100:5.
Bere a worebɔ mmɔden sɛ wubedi suban bɔne bi so no, ebia ɛwom ara a ɛbɛsan ayi ne ti. Sɛ wode botae bi asi w’ani so, na asɛ ɛyɛ den sɛ wubedu ho a, ebia wobɛte nka sɛ ɛreyɛ akyɛ dodo, na anhwɛ a wobɛyɛ basaa. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woagyina ɔhaw a ɛtete saa ano? Su a ɛho hia paa a ɛbɛboa wo ne ɔdɔ a wubenya ama Yehowa. Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no yɛ su a ɛyɛ fɛ. Suban a wowɔ nyinaa, ɛno na ɛda mu fua. (Mmeb. 3:3-6) Sɛ wodɔ Onyankopɔn paa a, ɔhaw biara a wubehyia no, ebetumi aboa wo ama woagyina ano. Bible taa ka sɛ, Yehowa da ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ n’asomfo. Wei kyerɛ sɛ ɔrennan n’akyi nkyerɛ n’asomfo da, na ɔbɛkɔ so adɔ wɔn. Onyankopɔn bɔɔ wo wɔ ne suban so. (Gen. 1:26) Wobɛyɛ dɛn ada ne dɔ no bi adi? Fa aseda fi ase. (1 Tes. 5:18) Da biara, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ me?’ Afei hwɛ hu sɛ wobɛda Yehowa ase wɔ wo mpaebɔ mu; ka nneɛma pɔtee a wayɛ ama wo no ho asɛm. Kae sɛ, nneɛma pa a Yehowa yɛ ma wo no kyerɛ sɛ ɔdɔ wo. w23.03 12 ¶17-19
Dwoda, March 11
Ná [Yesu] nim nea ɛwɔ onipa mu.—Yoh. 2:25.
Yesu ne asomafo 12 no nyinaa dii no yiye. Dɛn na yesua fi mu? Sɛ obi di mfomso anaa ɔda mmerɛwyɛ bi adi a, enye, nanso nea yɛn nso yɛbɛyɛ wɔ ho no, ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye. Sɛ yɛn nua Kristoni bi yɛ ade ma ɛyɛ yɛn yaw a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Adɛn nti na nea ɔyɛe no haw me saa? Ɛno kyerɛ sɛ mewɔ mmerɛwyɛ bi a ehia sɛ meyɛ ho adwuma anaa? Anaa ebetumi aba sɛ nea wayɛ ade ama ahaw me no rehyia ɔhaw bi? Sɛ mete nka mpo sɛ ɛfata sɛ me bo fuw a, metumi abu m’ani agu so de akyerɛ sɛ medɔ me nua no anaa?’ Sɛ yɛkɔ so da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho a, ɛkyerɛ paa sɛ yɛyɛ Yesu akyidifo anokwafo. Afei nso, nea Yesu yɛe no boa yɛn ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden te yɛn nuanom ase. (Mmeb. 20:5) Ɛwom, Yesu tumi hu nea ɛwɔ obi komam nanso yɛn de, yɛrentumi nhu. Ne nyinaa mu no, yebetumi anya yɛn nuanom ho abotare na yɛabu yɛn ani agu wɔn sintɔ so. (Efe. 4:1, 2; 1 Pet. 3:8) Sɛ yetumi hu wɔn yiye a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ saa. w23.03 30 ¶14-16
Benada, March 12
Ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de.—Luka 20:38.
Bere a yare bi a emu yɛ den abɔ yɛn no, Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa so ama yɛayɛ biribi a ɛbɛsɛe yɛne Yehowa ntam. Ebia adɔktafo ne yɛn abusuafo a wɔnyɛ Yehowa Adansefo bɛhyɛ yɛn sɛ yennye mogya; yɛyɛ saa nso a ɛbɛma yɛabu Onyankopɔn mmara so. Ebetumi aba nso sɛ, obi bɛkeka nsɛm bi ama yɛagye adi sɛ ayaresa bi a ɛne Bible nnyinasosɛm nhyia betumi aboa yɛn. Ɛwom sɛ yɛmpɛ sɛ yewu, nanso yenim sɛ, sɛ yewu mpo a, Yehowa bɛkɔ so adɔ yɛn. (Rom. 8:37-39) Sɛ Yehowa nnamfo wu a, ne werɛ mfi wɔn; n’ani so de, wɔda so te ase. (Luka 20:37) Ɔpɛ paa sɛ ɔde wɔn ba nkwa mu bio. (Hiob 14:15) Yehowa atɔ yɛn aboɔden sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ‘anya daa nkwa.’ (Yoh. 3:16) Yenim sɛ Yehowa dɔ yɛn paa na odwen yɛn ho. Enti sɛ yɛyare anaa sɛ obi hunahuna yɛn sɛ obekum yɛn a, yɛnnan yɛn akyi nkyerɛ Yehowa. Mmom, yɛkɔ ne nkyɛn kɔpɛ awerɛkyekye, nyansa, ne ahoɔden.—Dw. 41:3. w22.06 18 ¶16-17
Wukuda, March 13
Nyansa teɛm wɔ mmorɔn so.—Mmeb. 1:20.
Bible ka sɛ: “Yehowa suro ne nyansa mfiase, na Ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne ntease.” (Mmeb. 9:10) Enti sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi a ɛho hia a, ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa adwene anaa “Ɔkronkronni no ho nimdeɛ” kyerɛ yɛn kwan. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yesua Bible ne asafo nhoma. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ, yɛwɔ Yehowa nyansa. (Mmeb. 2:5-7) Yehowa nko ara na obetumi ama yɛahu nyansa paa. (Rom. 16:27) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa hɔ na nyansa fi? Nea edi kan, esiane sɛ ɔno ne Ɔbɔadeɛ no nti, onim biribiara a ɛfa n’abɔde ho. (Dw. 104:24) Nea ɛtɔ so mmienu, ne nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ ɔwɔ nyansa. (Rom. 11:33) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, wɔn a wɔde Yehowa afotu a nyansa wom no yɛ adwuma no, bere nyinaa esi wɔn yiye. (Mmeb. 2:10-12) Sɛ yɛpɛ sɛ yehu nyansa paa a, ɛsɛ sɛ yegye nokwasɛm mmiɛnsa a yɛaka ho asɛm yi tom, na yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ yɛn abrabɔ mu. w22.10 19 ¶3-4
Yawda, March 14
Ɔko baa soro: Mikael ne n’abɔfo ne ɔwɔ a ne ho yɛ hu no koe, na ɔwɔ a ne ho yɛ hu no ne n’abɔfo ne wɔn koe, nanso wodii nkogu, na wɔannya tenabea wɔ soro bio.—Adi. 12:7, 8.
Sɛnea Adiyisɛm ti 12 ma yehu no, Satan dii nkogu wɔ ɔko no mu, na wɔtow ɔne ahonhommɔne no beguu asaase so. Wei ama Satan bo afuw, na ɔde n’anibere abɛsoɛ adasamma so. Ɛno nti na Bible ka sɛ ‘asaase nnue’ no. (Adi. 12:9-12) Sɛn na saa nkɔmhyɛ yi betumi aboa yɛn? Nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase ne nnipa suban a asesa no boa yɛn ma yehu sɛ Yesu abɛyɛ Ɔhene. Enti sɛ yehu sɛ nkurɔfo yɛ pɛsɛmenkominya, na wodi atirimɔdensɛm a, ɛnsɛ sɛ yɛn bo fuw, mmom ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ wɔn nneyɛe no kyerɛ sɛ Bible nkɔmhyɛ reba mu. Ampa, Ahenni no redi tumi! (Dw. 37:1) Afei nso, yebetumi ahwɛ kwan sɛ, bere a Armagedon rebɛn no, ɔhaw a ɛwɔ wiase no bɛkɔ so ara ayɛ kɛse. (Mar. 13:8; 2 Tim. 3:13) Ɛnyɛ wo dɛ sɛ yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no aboa yɛn ama yɛahu nea enti a ɔhaw adɔɔso wɔ wiase saa? w22.07 3-4 ¶7-8
Fida, March 15
Ɔtreneeni nkotosrɛ wɔ tumi kɛse.—Yak. 5:16.
Yare ne atoyerɛnkyɛm reteetee yɛn nuanom, ɔko rekɔ so wɔ ebinom man mu, afoforo nso rehyia ɔsɔretia ne ɔhaw afoforo. Wei nti, yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn mma wontumi nnyina mu. Yɛn nuanom a woyi wɔn yam boa anuanom a ade ahia wɔn no nso, yebetumi abɔ mpae ama wɔn. Ebia yɛreka yi mpo, wunim anuanom bi a wɔrefa ɔhaw a ɛtete saa mu. Sɛ saa a, wubetumi abɔ wɔn din wɔ wo mpaebɔ mu. Sɛ yɛbɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn nuanom mma wontumi nnyina ɔhaw a wɔrehyia no ano a, na yɛreda ɔdɔ kann adi akyerɛ wɔn. Anuanom a wodi yɛn anim no, sɛ yɛbɔ mpae ma wɔn a, wɔn ani sɔ paa, efisɛ yɛn mpaebɔ no boa wɔn. Ná ɔsomafo Paul nim sɛ, sɛ afoforo bɔ mpae ma no a, ɛboa no. Wei nti ɔkyerɛwee sɛ: “Me nso mommɔ mpae mma me, na sɛ mibue m’ano a, matumi aka nsɛm a ɛfata, na mede ahotoso aka ahintasɛm kronkron a ɛfa asɛmpa no ho akyerɛ nkurɔfo.” (Efe. 6:19) Ɛnnɛ nso, anuanom a wodi yɛn anim no yɛ adwumaden paa. Ɛno nti, sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ onhyira adwuma a wɔreyɛ no so a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. w22.07 23-24 ¶14-16
Memeneda, March 16
Yɛnhyɛ . . . nkwagye anidaso no sɛ dade kyɛw.—1 Tes. 5:8.
Ɔsraani hyɛ dade kyɛw de bɔ ne ti ho ban. Yɛn nso, ɔko a yɛne Satan reko no, ehia sɛ yɛbɔ yɛn adwene ho ban na wannya yɛn. Ɔde sɔhwɛ bebree ne nneɛma foforo taataa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɛe yɛn adwene. Sɛnea dade kyɛw bɔ ɔsraani ti ho ban no, saa ara na yɛn anidaso nso bɔ yɛn adwene ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so adi Yehowa nokware. Sɛ yɛn anidaso tɔ ape, na yɛma wiase nsusuwii fa yɛn adwene dommum a, ebetumi apia daa nkwa ho anidaso a yɛwɔ no ato nkyɛn. Momma yɛnhwɛ tete Kristofo bi a na wɔte Korinto. Onyankopɔn bɔhyɛ titiriw baako a ɛne owusɔre anidaso no, eduu baabi no, na wonni mu gyidi bio. (1 Kor. 15:12) Paul kaa sɛ, nnipa a wonni daakye ho anidaso no, nea wobenya no nnɛ nko ara na wodwen ho. (1 Kor. 15:32) Ɛnnɛ, nnipa pii nni Onyankopɔn bɔhyɛ mu anidaso. Enti, nea ɛbɛma wɔn ani agye nnɛ nko ara na wɔatu di akyi. Nanso yɛn de, Onyankopɔn bɔhyɛ na yɛde yɛn werɛ ahyem. w22.10 25-26 ¶8-9
Kwasida, March 17
Munnnyae mpaebɔ da.—1 Tes. 5:17.
Yehowa pɛ sɛ wobɔ no mpae. Onim nea worefa mu, na ɔma wo awerɛhyem sɛ bere biara a wobɛbɔ no mpae no, obetie. Otie n’asomfo mpaebɔ a, ɛma n’ani gye. (Mmeb. 15:8) Sɛ wote nka sɛ woayɛ ankonam a, mpae bɛn na wubetumi abɔ? Ka wo komam asɛm nyinaa kyerɛ Yehowa. (Dw. 62:8) Dadwen biara a ɛda wo so ne sɛnea ɛma wote nka no, ka ho asɛm kyerɛ no. Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na hu nea wobɛyɛ de agyina ano na ɔmma wo akokoduru na fa kasa. Wubetumi asrɛ no sɛ, ɔmma wo nyansa a ɛbɛma woatumi de anifere akyerɛkyerɛ wo gyidi mu. (Luka 21:14, 15) Sɛ dadwen bi reteetee wo a, srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na ka ho asɛm kyerɛ Kristoni bi a ne ho akokwaw. Onii a worekɔka w’asɛm akyerɛ no no, wubetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no na ɔnte wo ase. Fa w’ani to fam hwɛ sɛnea obebua wo mpaebɔ no, na gye mmoa a afoforo de bɛma wo no tom. Woyɛ saa a, worente nka sɛ woayɛ ankonam. w22.08 10 ¶6
Dwoda, March 18
Saa mmarima yi . . . sɔre tia Kaesare ahyɛde.—Aso. 17:7.
Tesalonika asafo a na wɔtewee nkyɛe no hyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den. Basabasayɛfo bi a wɔmpɛ sɛ wotie asɛm no twee “anuanom binom kɔmaa kurow no mu atumfo.” (Aso. 17:6) Bere a anuanom a wɔabɛyɛ Kristofo foforo yi huu saa no, wo de, hwɛ sɛnea wɔn ho bedwiriw wɔn afa! Anka wei betumi ama wɔagow wɔn ho wɔ Yehowa som mu, nanso na ɔsomafo Paul mpɛ sɛ biribi a ɛte saa besi. Ɔde nhyehyɛe guu akwan mu a na ɛbɛma asafo foforo no anya nkɔso. Paul kaee Tesalonikafo no sɛ: “Yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛn nua . . . no, sɛ ɔmmɛhyɛ mo den na ɔnkyekye mo werɛ mma mo gyidi nyɛ den, sɛnea ɛbɛyɛ a amanehunu yi remma obiara nhinhim.” (1 Tes. 3:2, 3) Ná Timoteo ahu sɛnea Paul hyɛɛ anuanom den wɔ Listra no. Esiane sɛ Timoteo huu sɛnea Yehowa boaa wɔn nti, na obetumi ama wɔn a wɔabɛyɛ Kristofo foforo yi awerɛhyem sɛ, wɔn nso, biribiara bɛyɛ yiye ama wɔn.—Aso. 14:8, 19-22; Heb. 12:2. w22.08 21 ¶4
Benada, March 19
‘Yɛfa no so nya nkwa.’—1 Yoh. 4:9.
Afe 1870 no, Bible asuafo bi a na Charles Taze Russell di wɔn anim fii ase tweetwee Kyerɛwnsɛm no mu kɔɔ akyiri. Ná wɔpɛ sɛ wɔhu nea Yesu afɔrebɔ no kyerɛ ankasa, ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkae ne wu no. Nhwehwɛmu a saa Kristofo anokwafo no yɛe no, ɛnnɛ yenya so mfaso. Ɔkwan bɛn so? Abue yɛn ani ma yɛate Yesu afɔrebɔ no ne nea ɛkyerɛ ase. (1 Yoh. 2:1, 2) Afei nso, Bible ama yɛahu sɛ nnipa a wɔyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani no, anidaso mmienu na ɛwɔ hɔ ma wɔn; ebinom bɛkɔ soro na wɔrenwu da, nnipa pii nso benya daa nkwa wɔ asaase so. Sɛnea Yehowa dɔ yɛn paa ne sɛnea Yesu afɔrebɔ no boa yɛn no, sɛ yesusuw ho a, ɛma yɛbɛn Yehowa paa. (1 Pet. 3:18) Enti sɛnea yɛn nuanom anokwafo a wɔtenaa ase tete no yɛe no, ɛnnɛ yɛn nso yɛto nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmɛka yɛn ho mma yɛnyɛ Nkaedi no sɛnea Yesu kyerɛe sɛ yɛnyɛ no. w23.01 21 ¶6-7
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 9) Marko 14:3-9
Benada, March 20
Owu maa obiara, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio, na mmom wɔbɛtena ase ama nea owu maa wɔn na wonyan no no .—2 Kor. 5:15.
Yesu maa nkurɔfo huu nhyira a Onyankopɔn Ahenni no de bɛba. Yɛn ani sɔ agyede no paa, efisɛ ebue kwan ma yetumi ne Yehowa ne Yesu fa adamfo denneennen. Wɔn a wɔnya Yesu mu gyidi no nso wɔ anidaso sɛ wɔbetumi atena ase daa, na wɔasan ahu wɔn adɔfo a wɔawuwu no bio. (Yoh. 5:28, 29; Rom. 6:23) Yɛnyɛɛ biribiara a enti ɛfata sɛ yenya saa nhyira yi nyinaa. Nea Onyankopɔn ne Kristo ayɛ ama yɛn no nso, yɛrentumi ntua wɔn ka da. (Rom. 5:8, 20, 21) Nanso, yebetumi ama wɔahu sɛ yɛn ani sɔ nea wɔayɛ ama yɛn no paa. Yɛbɛyɛ no sɛn? Yebetumi aboa Yehowa adwuma. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, yebetumi atu yɛn ho ama akɔboa ma wɔasisi adan a yɛde som Yehowa anaa yɛaboa ma wɔasiesie. w23.01 26 ¶3; 28 ¶5
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 9) Marko 11:1-11
Yawda, March 21
‘Mihuu Oguammaa no, na 144,000 no ka ne ho.’—Adi. 14:1.
Wɔn a wɔbedi ade wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu de, wɔbɛhwɛ nnipa ɔpepepem pii so wɔ wiase nyinaa. Mpem ɔha aduanan nnan no bɛyɛ ahemfo ne asɔfo te sɛ Yesu. (Adi. 5:10) Mose Mmara no mu no, na asɔfo no adwuma titiriw ne sɛ, wɔbɛhwɛ ama ɔmanfo no anya apɔwmuden na bere koro no ara nso wɔahwɛ ama wɔne Yehowa ntam ayɛ kama. Ná Mmara no yɛ “nneɛma pa a ɛbɛba no sunsuma,” enti ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ wɔn a wɔne Yesu bedi ade no bɛboa ama Onyankopɔn nkurɔfo anya apɔwmuden, na wɔahwɛ ama wɔne Onyankopɔn ntam nso ayɛ kama. (Heb. 10:1) Ɔkwan a saa ahemfo ne asɔfo yi bɛfa so ne Ahenni no manfo adi nkitaho wɔ asaase so de, daakye na yebehu. Yebetumi anya ahotoso sɛ Paradise a ɛbɛba no, wɔn a wɔwɔ asaase so no benya akwankyerɛ a wɔhia.—Adi. 21:3, 4. w22.12 11 ¶11-13
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 10) Marko 11:12-19
Fida, March 22
Morepae mu aka Awurade wu no akosi sɛ ɔbɛba.—1 Kor. 11:26.
Ade baako nti a yɛto nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra Nkaedi no bi ne sɛ, yɛpɛ sɛ wɔn a wɔmmaa bi da no hu nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn nyinaa. (Yoh. 3:16) Yɛhwɛ kwan sɛ nea wɔbehu ne nea wɔbɛte wɔ Nkaedi no ase no bɛkanyan wɔn ama wɔasua Yehowa ho ade pii, na wɔabɛsom no. Afei nso, yɛto nsa frɛ wɔn a wɔagyae adesua ne asɛnka kɔ no. Yɛyɛ saa de kae wɔn sɛ Onyankopɔn da so ara dɔ wɔn. Ɛyɛ a wɔn mu bebree ba bi, na yehu wɔn a yɛn ani gye paa. Wɔba Nkaedi no a, ɛkae wɔn sɛ bere bi a na wɔkeka wɔn ho wɔ Yehowa som mu no na wɔn ani gye paa. (Dw. 103:1-4) Sɛ nkurɔfo bɛba Nkaedi no oo, sɛ wɔremma oo, yɛn de, yɛbɛyere yɛn ho ato nsa afrɛ wɔn, efisɛ yenim sɛ nnipa mmaako mmaako a wɔba no na Yehowa ani wɔ wɔn so.—Luka 15:7; 1 Tim. 2:3, 4. w23.01 20 ¶1; 22-23 ¶9-11
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 11) Marko 11:20–12:27, 41-44
Memeneda, March 23
Yehowa hwɛ wɔn a wosuro no no so.—Dw. 33:18.
Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔde adesrɛ titiriw bi too ne soro Agya no anim. Ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔnhwɛ n’akyidifo so. (Yoh. 17:15, 20) Daa Yehowa hwɛ ne nkurɔfo so na ɔbɔ wɔn ho ban. Nanso, na Yesu nim sɛ Satan bɛtan n’akyidifo ani denneennen. Afei nso, na Yesu nim sɛ wobehia Yehowa mmoa na wɔatumi ako atia sɔhwɛ a emu yɛ den a Satan de bɛba wɔn so no. Ɛnnɛ, Satan wiase no de ɔhaw a emu yɛ den ba nokware Kristofo so. Ɔhaw a yehyia no betumi abu yɛn aba mu, na ebetumi mpo ayɛ den ama yɛn sɛ yebedi Yehowa nokware. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara bɔ yɛn hu. Yehowa rehwɛ yɛn so; ohu ɔhaw biara a yɛrefa mu, na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn ama yɛagyina ano. Ampa, Yehowa “hwɛ wɔn a wosuro no no so; . . . ɔpɛ sɛ ogye wɔn.”—Dw. 33:18-20. w22.08 8 ¶1-2
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 12) Marko 14:1, 2, 10, 11; Mateo 26:1-5, 14-16
NKAEDI DA
Bere a Owia Akɔtɔ
Kwasida, March 24
Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.—Luka 22:19.
Afe biara, edu Nkaedi bere no a, yɛyɛ biribi de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea Yesu ayɛ ama yɛn no. Enti, yeyi bere si hɔ bɔ mpae dwinnwen nea Yesu wu no kyerɛ ho. Afei nso, yɛto nsa frɛ nnipa dodow biara a yebetumi sɛ wɔmmɛka yɛn ho ma yenni afahyɛ titiriw yi. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛremma biribiara nsiw yɛn kwan sɛ yɛbɛkɔ Nkaedi no bi. Yɛkɔ Nkaedi no a, yehu nea enti a adasamma hia agyede, ne sɛnea onipa baako wu betumi apata nnipa bebree bɔne. Ɛkae yɛn nea paanoo no ne bobesa no gyina hɔ ma, ne wɔn a ɛsɛ sɛ wɔdi paanoo no na wɔnom bobesa no bi. (Luka 22:19, 20) Afei nso, nhyira a ɛda hɔ retwɛn wɔn a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtena asaase so no, yedwinnwen ho. (Yes. 35:5, 6; 65:17, 21-23) Ɛnsɛ sɛ yɛtoto saa nokwasɛm yi ase. w23.01 20 ¶2; 21 ¶4
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 13) Marko 14:12-16; Mateo 26:17-19 (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 14) Marko 14:17-72
Dwoda, March 25
Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no . . . anya daa nkwa.—Yoh. 3:16.
Esiane sɛ Onyankopɔn de ne Ba no maa yɛn sɛ agyede de kataa yɛn bɔne so nti, yɛanya hokwan sɛ yebetumi atena ase daa. (Mat. 20:28) Ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa so na owu bae no, saa ara na ɛnam onipa so na owusɔre nso bɛba. Na sɛnea obiara rewu wɔ Adam mu no, saa ara na wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.”(1 Kor. 15:21, 22.) Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae mma Onyankopɔn Ahenni mmra, na ɛmmɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asaase so. (Mat. 6:9, 10) Onyankopɔn atirimpɔw no bi ne sɛ nnipa bɛtena asaase so daa. Nea ɛbɛyɛ na wei atumi aba mu no, Yehowa apaw ne Ba no sɛ Mesia Ahenni no so Hene. Nnipa 144,000 a wɔne Yesu bedi ade ama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ no, Onyankopɔn gu so reboaboa wɔn ano wɔ asaase so.—Adi. 5:9, 10. w22.12 5 ¶11-12
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 14) Marko 15:1-47
Benada, March 26
Ɔdɔ a Kristo wɔ no hyɛ yɛn . . . sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio.—2 Kor. 5:14, 15.
Sɛ yɛn dɔfo bi wu a, yɛn ani gyina no papaapa! Ɛnkanka sɛ ɔfaa ateetee mu ansa na ɔrewu a, mfiase no de, sɛ yɛkae a, ebetumi ayɛ yɛn yaw paa. Nanso, bere rekɔ so no, sɛ yɛkae biribi a ɔkyerɛɛ yɛn, biribi a ɔyɛe, asɛm bi a ɔka de hyɛɛ yɛn nkuran, anaa asɛm bi a ɔka ma yɛserewee a, ebetumi ama yɛn ani asan agye. Yesu nso, amanehunu a ɔfaa mu ansa na ɔrewu no, yɛkan ho asɛm a, ɛma yɛn werɛ how paa. Sɛnea Yesu agyede afɔre no som bo ma yɛn no, edu Nkaedi bere no a, yɛhyɛ da yi bere si hɔ de dwinnwen ho. (1 Kor. 11:24, 25) Nanso, asɛm biara a Yesu kae ne nea ɔyɛe nyinaa bere a ɔwɔ asaase so no, sɛ yesusuw ho a, ɛma yɛn ani gye paa. Afei nso, nea ɔreyɛ seesei ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛhyɛ yɛn nkuran paa. w23.01 26 ¶1-2
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 15) Mateo 27:62-66 (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 16) Marko 16:1
Wukuda, March 27
‘Monhwehwɛ Ahenni no kan.’—Mat. 6:33.
Yesu wui no, asuafo no werɛ howee paa. Ɛnyɛ wɔn yɔnko berɛbo nko ara na na wɔahwere no, mmom na wɔte nka nso sɛ wɔn anidaso asa. (Luka 24:17-21) Nanso bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no, ogyee bere boaa wɔn ma wɔhuu sɛnea Bible nkɔmhyɛ baa mu wɔ ne so. Ɔsan nso maa wɔn adwuma titiriw bi. (Luka 24:26, 27, 45-48) Yesu kɔɔ soro no, na awerɛhow a asuafo no redi no atew kɔ ma wɔredi ahurusi. Nim a na wɔnim sɛ wɔn Wura no te ase, na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔayɛ adwuma a ɔde ahyɛ wɔn nsa no maa wɔn ani gyei. Anigye a wɔnyae no kanyan wɔn ma wɔkɔɔ so yii Yehowa ayɛ. (Luka 24:52, 53; Aso. 5:42) Nea yɛbɛyɛ de asuasua Yesu asuafo no ne sɛ yɛde Onyankopɔn Ahenni no bedi kan wɔ yɛn asetena mu. Ɛwom sɛ ehia sɛ yemia yɛn ani kɔ so som Yehowa, nanso Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, sɛ yɛyɛ saa a, obehyira yɛn paa.—Mmeb. 10:22. w23.01 30-31 ¶15-16
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 16) Marko 16:2-8
Yawda, March 28
Dɔte mu na wobɛsan akɔ.—Gen. 3:19.
Yɛmpɛ koraa sɛ mfomso a Adam ne Hawa dii no, yebedi bi. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yɛkɔ so sua Yehowa ho ade, na yɛma yɛn ani sɔ ne su ahorow no. Afei nso, sɛnea odwen nneɛma ho no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden te ase yiye. Yɛyɛ saa a, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no bɛyɛ kɛse. Momma yɛnhwɛ Abraham. Ná ɔdɔ Yehowa yiye. Bere mpo a na ɛyɛ den sɛ ɔbɛte gyinae a Yehowa sii ase no, wantew ne so atua. Mmom, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obehu Yehowa yiye. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Abraham tee sɛ Yehowa rebɛsɛe Sodom ne Gomora no, mfitiase no na osuro sɛ “Asaase nyinaa Temmufo no” bɛsɛe atreneefo aka abɔnefo ho. Ná ɛyɛ Abraham sɛ Yehowa rentumi nyɛ biribi a ɛte saa da, enti ɔbrɛɛ ne ho ase bisabisaa no nsɛm. Yehowa nso too ne bo ase yiyii no ano. Ewiee ase no, Abraham behui sɛ Yehowa hwehwɛ onipa biara koma mu, na ɛremma da sɛ ɔde atreneefo bɛka abɔnefo ho atwe wɔn nyinaa aso.—Gen. 18:20-32. w22.08 28 ¶9-10
Fida, March 29
Ɔnokwafo de, ɔkata asɛm so.—Mmeb. 11:13.
Afe 455 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba), bere a Amrado Nehemia san too Yerusalem afasu no wiei no, ɔhwehwɛɛ mmarima anokwafo a wobetumi ahwɛ kurow no so yiye. Nehemia paw Hanania a na ɔyɛ Abankɛse mu panyin no nso kaa ho. Bible ka Hanania ho asɛm sɛ, na “ɔyɛ ɔbarima nokwafo a osuro nokware Nyankopɔn no sen nnipa bebree.” (Neh. 7:2) Ná ɔdɔ Yehowa, na na ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛnsɔ n’ani. Wei nti, adwuma biara a wɔde hyɛɛ ne nsa no, wantoto no ase. Yɛn nso, saa su ahorow no bɛboa yɛn na afoforo atumi de wɔn ho ato yɛn so wɔ Onyankopɔn som mu. Momma yɛnhwɛ Tihiko. Ná ɔyɛ adamfo a ɔsomafo Paul betumi de ne ho ato no so. Paul de ne ho too Tihiko so, na ɔkaa ne ho asɛm sɛ, “ɔyɛ ɔsomfo nokwafo.” (Efe. 6:21, 22) Nkrataa a na Paul akyerɛw sɛ ɔde rekɔma anuanom a ɛwɔ Efeso ne Kolose no, na ɔwɔ Tihiko mu ahotoso sɛ ɔde bɛkɔ na wasan ahyɛ wɔn nkuran akyekye wɔn werɛ. Ɛnnɛ, nea Tihiko yɛe no ma yɛkae mmarima anokwafo a yegye wɔn di, a wɔhwɛ ma yɛn nsa ka nea yehia wɔ Onyankopɔn som mu no.—Kol. 4:7-9. w22.09 9-10 ¶5-6
Memeneda, March 30
Ɔdɔ kata bɔne pii so.—1 Pet. 4:8.
Yosef faa sɔhwɛ a emu yɛ den mu bɛyɛ mfe 13. Anka Yosef betumi anya adwene sɛ gyama Yehowa nnɔ no. Afei nso, anka ebetumi aba ne tirim sɛ bere a ohia Yehowa paa no, oyii ne baako hyɛɛ ne nsa. Nanso Yosef amfa obiara ho abufuw anhyɛ ne mu. Mmom, ɔmaa n’ani daa hɔ, na ɔkaa ne koma too ne yam. Yosef nyaa kwan sɛ nea ne nuanom no de yɛɛ no no, anka obetumi ayɛ wɔn bi atua ka, nanso wanyɛ saa. Mmom, ɔma wohui sɛ ɔdɔ wɔn, na ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. (Gen. 45:4, 5) Nea enti a Yosef yɛɛ saa ne sɛ, na otumi susuw nneɛma ho yiye. Sɛ́ anka ɔde n’adwene besi ne haw so no, ɔde n’adwene sii nea Yehowa pɛ so mmom. (Gen. 50:19-21) Dɛn na yesua fi mu? Sɛ nkurɔfo ne wo anni no yiye a, mfa Yehowa ho abufuw nhyɛ wo mu, anaa nnya adwene sɛ wayi wo baako ahyɛ wo nsa. Mmom sɛnea ɔreboa wo ama woagyina sɔhwɛ a worehyia no ano no, dwinnwen ho. Bio nso, sɛ nkurɔfo ne wo anni no yiye a, bɔ mmɔden yi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn fa kata wɔn sintɔ so. w22.11 21 ¶4
Kwasida, March 31
Na tumidi nyinaa bɛsom wɔn atie wɔn.—Dan. 7:27.
Odiyifo Daniel nyaa anisoadehu a ɛma ɛda adi pefee sɛ Yehowa wɔ tumi sen atumfoɔ a aka nyinaa. Daniel dii kan huu mmoa akɛse nnan a wogyina hɔ ma wiase tumidi a atwam ne nea ɛwɔ hɔ. Ɛno ne: Babilon, Medo-Persia, Greece, Roma ne Anglo-Amerika a ɛwɔ hɔ nnɛ a efi Roma mu bae no. (Dan. 7:1-3, 17) Afei Daniel hui sɛ Yehowa Nyankopɔn te n’ahengua so wɔ ɔsoro abaguafo mu. (Dan. 7:9, 10) Onyankopɔn gyee tumi a nnipa aban wɔ nyinaa fii wɔn nsam, na ɔde maa nkurɔfo a wɔfata na wɔwɔ tumi sen wɔn. Henanom na ɔde maa wɔn? Ɔde maa “obi a ɔte sɛ onipa ba,” kyerɛ sɛ Yesu Kristo, ne “Opumpuni no akronkronfo no,” kyerɛ sɛ 144,000 a wobedi ade “daa daa” no. (Dan. 7:13, 14, 18) Wei ma yehu pefee sɛ, Yehowa ne “Opumpuni no.” Nea Daniel hui wɔ anisoadehu mu no, ɛne asɛm bi a na wadi kan aka hyia. Daniel kaa sɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn no . . . , otu ahene na osi ahene.”—Dan. 2:19-21. w22.10 14-15 ¶9-11