Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es24 kr. 37-47
  • April

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • April
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2024
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dwoda, April 1
  • Benada, April 2
  • Wukuda, April 3
  • Yawda, April 4
  • Fida, April 5
  • Memeneda, April 6
  • Kwasida, April 7
  • Dwoda, April 8
  • Benada, April 9
  • Wukuda, April 10
  • Yawda, April 11
  • Fida, April 12
  • Memeneda, April 13
  • Kwasida, April 14
  • Dwoda, April 15
  • Benada, April 16
  • Wukuda, April 17
  • Yawda, April 18
  • Fida, April 19
  • Memeneda, April 20
  • Kwasida, April 21
  • Dwoda, April 22
  • Benada, April 23
  • Wukuda, April 24
  • Yawda, April 25
  • Fida, April 26
  • Memeneda, April 27
  • Kwasida, April 28
  • Dwoda, April 29
  • Benada, April 30
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2024
es24 kr. 37-47

April

Dwoda, April 1

Wɔsɔ mo gyidi hwɛ saa a, ɛbɛma mode animia agyina ɔhaw ano.—Yak. 1:3.

Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ wotu me fo a, meyɛ m’ade sɛn? Ɛyɛ a migye me mfomso tom ntɛm ara, anaa ɛyɛ a mede nsɛm yiyi me ho ano? Ɛreyɛ ara ni na maprɛw asodi no ato afoforo so anaa?’ Sɛ worekenkan mmarima ne mmea anokwafo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu a, wubetumi ahwɛ sɛnea wodii nsɛm a ɛtete saa ho dwuma. Wɔn mu biara a wobɛkan ne ho asɛm no, bisa wo ho sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn ayɛ m’ade te sɛ Yehowa somfo nokwafo yi?’ Afei nso, sɛ yɛhwɛ nea yɛn nuanom mmofra ne mpanyin nyinaa reyɛ na yesua biribi fi wɔn hɔ a, ɛbɛboa yɛn. Obi wɔ w’asafo mu a ɔde animia regyina sɔhwɛ bi ano anaa? Ebia ɛyɛ atipɛnfo nhyɛso, abusuafo na ɛresɔre tia no, anaa yare bi na ɛreteetee no. Wuhu suban pa bi a onii no reda no adi a wubetumi asuasua? Sɛ wohwɛ ne nhwɛso pa no a, ebia wubehu nneɛma pɔtee bi a wubetumi ayɛ de agyina wo sɔhwɛ no ano. Yɛda Yehowa ase paa sɛ yɛwɔ anuanom a wɔyɛ nhwɛso pa saa a yebetumi asuasua wɔn gyidi.—Heb. 13:7. w22.04 13 ¶13-14

Benada, April 2

Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.—Aso. 20:35.

Sɛ yɛrehyia ɔhaw bi wɔ yɛn asetenam na ɔpanyin bi a odwen yɛn ho yɛ aso tie yɛn, na ɔkyekye yɛn werɛ a, yɛn ani sɔ. Sɛ yɛrepɛ obi aka yɛn ho na yɛakɔyɛ yɛn Bible adesua bi, na ɔkwampaefo bi a ne ho akokwaw ne yɛn kɔ na ɔma yɛn afotu a ɛbɛma yɛatu mpɔn a, yɛn ani gye. Anuanom yi nyinaa ani gye ho sɛ wɔbɛboa yɛn. Enti yɛn nso, sɛ yɛpɛ sɛ yenya saa anigye no bi a, ɛsɛ sɛ yɛboa yɛn nuanom. Sɛ wopɛ sɛ wofa saa kwan yi anaa akwan foforo so yɛ pii wɔ Yehowa som mu a, dɛn na ɛbɛboa wo ma woadu wo botae ho? Hwɛ na botae a wode besi w’ani so no, anyɛ nea wunhu ne ti, nhu ne nan. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia wobɛka sɛ, ‘Mepɛ sɛ meyɛ pii wɔ asafo no mu.’ Nanso saa botae yi de, ɛbɛyɛ den sɛ wubehu ɔkwan a wobɛfa so adu ho, na sɛ wudu ho mpo a, wobɛyɛ dɛn ahu? Enti, fa botae pɔtee bi si w’ani so. Botae a wopɛ sɛ wudu ho, ne ɔkwan a wobɛfa so adu ho no, wubetumi mpo akyerɛw ato hɔ. w22.04 25 ¶12-13

Wukuda, April 3

Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.—Yak. 2:8.

Mprempren, Yehowa reboaboa “nnipakuw kɛse bi” ano, na ɔretete wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ n’Ahenni no manfo. (Adi. 7:​9, 10) Ɛmfa ho sɛ wiase a yɛte mu yi, ehu ne ɔko apaapae nnipa mu no, nnipakuw kɛse no mufo bɔ mmɔden paa sɛ wɔremma ɔman anaa abusua a obi fi mu ne ɔtan hunu biara mpaapae wɔn mu. Seesei mpo yɛbɛka a, wɔde wɔn asekan ayɛ nsɔw. (Mika 4:3) Wɔmfa wɔn ho nhyɛ akodi mu nkokunkum nnipa, mmom wɔrekyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware a ɛfa Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho na ama wɔn nsa aka “nkwa ankasa” no. (1 Tim. 6:19) Esiane sɛ wɔtaa Onyankopɔn Ahenni no akyi nti, abusuafo tumi sɔre tia wɔn anaa etumi hia wɔn, nanso Yehowa hwɛ ma wɔn nsa ka nea wɔhia. (Mat. 6:​25, 30-33; Luka 18:​29, 30) Nokwasɛm a ɛtete saa ma yenya awerɛhyem sɛ, Onyankopɔn Ahenni no wɔ hɔ ampa, na ɛbɛkɔ so ama n’atirimpɔw aba mu. w22.12 5 ¶13

Yawda, April 4

Amen! Awurade Yesu, bra.—Adi. 22:20.

Ebedu mfirihyia 1,000 no awiei no, na wɔn a ɛte asaase so no nyinaa akɔ pɛyɛ mu. Bɔne a yenya fii Adam hɔ no renteetee obiara bio. (Rom. 5:12) Adam bɔne no ho nsunsuanso nyinaa befi hɔ koraa. Wei kyerɛ sɛ, mfirihyia 1,000 no awiei no, wɔn a wɔte asaase so no ‘bɛba nkwa mu’ efisɛ wɔbɛyɛ nnipa a sintɔ biara nni wɔn ho. (Adi. 20:5) Satan yɛɛ biara sɛ ɔbɛma Yesu agyaa ne mudi mu, nanso Yesu annyaagyaa ne ho. Sɔhwɛ biara a ɛbaa ne so no, odii nokware wom. Ɛnde yemmisa sɛ, nnipa a wɔakɔ pɛyɛ mu nyinaa, sɛ wɔma Satan kwan sɛ ɔnsɔ wɔn nhwɛ a, wɔbɛkɔ so adi nokware anaa? Sɛ yɛn mu biara betumi ayi saa asɛmmisa no ano a, gye sɛ mfirihyia 1,000 no awiei no, woyi Satan fi n’afiase hɔ ba. (Adi. 20:7) Wɔn a ebedi nkonim wɔ sɔhwɛ a etwa to yi mu no benya daa nkwa ne ahofadi a edi mu. (Rom. 8:21) Wɔn a wɔbɛtew Yehowa so atua no, wɔbɛsɛe wɔn afebɔɔ.—Adi. 20:​8-10. w22.05 19 ¶18-19

Fida, April 5

Wobɛka ne nantin.—Gen. 3:15.

Nkɔmhyɛ yi baa mu bere a Satan piapiaa Yudafo ne Romafo ma wokum Onyankopɔn Ba no. (Luka 23:​13, 20-24) Obi pira wɔ ne nantin a, etumi ka no to hɔ kakra. Yesu nso, bere a owui a odii bɛyɛ nnansa wɔ ɔdamoa mu no, na ontumi nyɛ hwee. (Mat. 16:21) Sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no bɛbam a, na ɛnsɛ sɛ Yesu ka ɔdamoa mu. Adɛn ntia? Efisɛ nkɔmhyɛ no kaa sɛ ɔbea no aseni no bɛpɛtɛw ɔwɔ no ti. Wei kyerɛ sɛ, na ɛsɛ sɛ Yesu nantin kuru no wu. Ampa ara, ekuru no wui! Efisɛ da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wonyan Yesu ma ɔbɛyɛɛ honhom a ontumi nwu da. Bere a Onyankopɔn ahyɛ no so a, Yesu bɛsɛe Satan pasaa. (Heb. 2:14) Kristo ne wɔn a ɔne wɔn bedi ade no bɛsɛe Onyankopɔn atamfo nyinaa anaa ɔwɔ no aseni afi asaase so.—Adi. 17:14; 20:​4, 10. w22.07 16 ¶11-12

Memeneda, April 6

Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.—Mmeb. 13:20.

Awofo mommoa mo mma ma wɔmfa nnamfo pa. Onyankopɔn Asɛm ka no pen sɛ, sɛ yɛfa nnamfo pa a, ɛboa yɛn, na yɛfa nnamfo bɔne nso a, epira yɛn. Munim mo mma nnamfo? Dɛn na mubetumi ayɛ de aboa mo mma ama wɔafa nnamfo a wɔdɔ Yehowa? (1 Kor. 15:33) Nea mubetumi ayɛ ne sɛ, sɛ mo abusua no reyɛ biribi a, mubetumi ato nsa afrɛ anuanom a wɔbɔ mmɔden wɔ Onyankopɔn som mu abɛka mo ho. (Dw. 119:63) Agya bi a wɔfrɛ no Tony ka sɛ: “Me ne me yere to nsa frɛ anuanom mmea ne mmarima ba yɛn fie. Ɛsono obiara ne mfe a wadi ne ne nsɛm tebea. Yɛayɛ saa mfe pii. Sɛ wɔba a, yɛne wɔn bom didi, na yɛyɛ abusua som. Wei yɛ kwan pa a yɛfa so hu anuanom a wɔdɔ Yehowa na wɔde anigye som no no yiye. . . . Wɔn suahu, wɔn ahokeka, ne sɛnea wokum wɔn ho boa afoforo no aboa yɛn mma no paa ama wɔabɛn Yehowa.” w22.05 29-30 ¶14-15

Kwasida, April 7

Biribiara a mobɛkyekyere wɔ asaase so no, ɛbɛyɛ nea wɔakyekyere wɔ soro dedaw.—Mat. 18:18.

Sɛ mpanyimfo no hyia obi a wayɛ bɔne a, wɔn botae ne sɛ gyinae a wobesi no, ɛne nea Onyankopɔn adi kan asi wɔ soro no behyia. Sɛn na saa nhyehyɛe yi boa asafo no? Ɛboa ma woyi abɔnefo a wonnu wɔn ho fi asafo no mu, efisɛ wobetumi ahaw Yehowa nguan a wɔsom bo ma no no. (1 Kor. 5:​6, 7, 11-13; Tito 3:​10, 11) Ebetumi nso aboa ɔbɔnefo no ma wasakra, na Yehowa de ne bɔne akyɛ no. (Luka 5:32) Sɛ ɔbɔnefo bi nu ne ho a, mpanyimfo no bɔ mpae ma no, na wɔsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no ma ɔnsan nnyina ne nan so bio. (Yak. 5:15) Yɛmfa no sɛ bere a mpanyimfo ne ɔbɔnefo bi hyiae no, wannu ne ho. Ɛba saa a, wobetu no afi asafo no mu. Nanso akyiri yi, sɛ ɔyaa ko no ani ba ne ho so, ohu sɛ nea wayɛ no nyɛ, na ofi ne komam sakra n’adwene na ɔsesa ne suban a, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ no. (Luka 15:​17-24) Sɛ onipa ko no bɔne sõ sɛ dɛn mpo a, Yehowa betumi de akyɛ no.—2 Be. 33:​9, 12, 13; 1 Tim. 1:15. w22.06 9 ¶5-6

Dwoda, April 8

Mo ani nna hɔ na monwɛn! Mo tamfo Bonsam nenam sɛ gyata a ɔrebobom, na ɔrepɛ obi akyere no awe.—1 Pet. 5:8.

Yehowa adom, Kristofo a wɔwɔ wiase baabiara atumi adi ɔhaw ahorow a emu yɛ den so, na wɔatumi adi Ɔbonsam so nkonim. (1 Pet. 5:​8, 9) Enti wo nso, wubetumi adi ehu so. Ɛrenkyɛ koraa, Yehowa bɛma Yesu ne wɔn a wɔne no bedi ade no ‘asɛe Ɔbonsam nnwuma.’ (1 Yoh. 3:8) Efi saa bere no rekɔ no, Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asaase so ‘rensuro hwee, na biribiara remmɔ wɔn hu.’ (Yes. 54:14; Mika 4:4) Nanso, enkosi saa bere no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho di ehu so. Awerɛhyem a yɛwɔ sɛ Yehowa dɔ n’asomfo na ɔbɔ wɔn ho ban no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hyɛ mu den. Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ayɛ saa ne sɛ, sɛnea tete no Yehowa bɔɔ n’asomfo ho ban no, yebedwinnwen ho na yɛne afoforo abɔ ho nkɔmmɔ. Afei nso, yebetumi akae sɛnea bere bi a atwam no, Yehowa boaa yɛn ma yetumi dii yɛn haw ahorow ho dwuma no. Nneɛma a ɛbɔ yɛn hu no, Yehowa mmoa nti, yebetumi adi so!—Dw. 34:4. w22.06 19 ¶19-20

Benada, April 9

Ɔbo no bɛbɔɔ ohoni no nan ase a ɛyɛ dade ne dɔte no.—Dan. 2:34.

Wiase tumidi a egyina hɔ ma ohoni no “nan ase a ɛyɛ dade ne dɔte no” aba dedaw. Bere a Britain ne United States kaa wɔn ntama bɔɔ ano wɔ Wiase Ko I no mu no, saa bere no na Anglo-Amerika tumidi no bae. Ohoni a Nebukadnesar soo ho dae no, ɛkaa nneɛma bi nso a na ɛbɛma saa wiase tumidi yi ayɛ soronko wɔ tumidi ahorow a na abɛsen kɔ no ho. Wiase tumidi ahorow a ɛbae ansa na Anglo-Amerika tumidi no reba no, dae no mu no, wɔde dade a ɛyɛ den te sɛ sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ na egyinaa hɔ mae. Nanso, Anglo-Amerika tumidi no de, wɔde dade ne dɔte a adi afra na egyina hɔ ma no. Dɔte no gyina hɔ ma “nnipa mma,” anaa ɔmanfo no. (Dan. 2:​43, ase hɔ asɛm) Ɛnnɛ, yehu pefee sɛ tumi a ɔmanfo no wɔ wɔ abatow mu, ne ɔyɛkyerɛ a wɔtew wɔn ho gu mmɔnten so yɛ de hwehwɛ nea wɔpɛ wɔ nnwuma ne nneɛma foforo mu nti, saa wiase tumidi yi ntumi nni ne koko so asɛm nyɛ nea ɛpɛ sɛ ɛyɛ. w22.07 4-5 ¶9-10

Wukuda, April 10

M’aduan ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde.—Yoh. 4:34.

Woretwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛbɔ asu anaa? Ɛnde, sɛ wubisa wo ho sɛ, ‘Meretwɛn dɛn?’ a, ebetumi aboa wo. (Aso. 8:36) Hyɛ no nsow sɛ, Yesu de n’Agya apɛde a ɔbɛyɛ totoo aduan ho. Adɛn ntia? Efisɛ aduan ye ma yɛn. Ná Yesu nim sɛ biribiara a Yehowa bɛka sɛ yɛnyɛ no, eye ma yɛn. Yehowa mpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribiara a ebepira yɛn. Wohwɛ a, Yehowa pɛ sɛ wobɔ asu anaa? Yiw. (Aso. 2:38) Ɛnde, wubetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ wobɔ asu a, ɛbɛboa wo. Sɛ wunya aduan papa paa na sɛ worentwentwɛn wo nan ase sɛ wubedi a, ɛnde adɛn nti na ɛsɛ sɛ wotwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛbɔ asu? Woretwɛn dɛn? Ebia nnipa pii bɛka sɛ, “Menyɛɛ krado.” Nea ɛwom ne sɛ, gyinae a wubesi ahyira wo ho so ama Yehowa na woabɔ asu no, ɛno ne gyinae a ɛho hia paa a wubesi wɔ w’asetenam. Enti ɛho hia sɛ wudwen ho kɔ akyiri. Afei nso, ebegye bere ne mmɔdenbɔ paa na woatumi afata sɛ wobɔ asu. w23.03 7 ¶18-20

Yawda, April 11

Ɛka sɛ, “w’aseni,” a ɛkyerɛ baako, kyerɛ sɛ, Kristo.—Gal. 3:16.

Bere a wɔsraa Yesu no na ɔbɛyɛɛ ɔbea no aseni titiriw. Yesu wui na ɔsɔree akyi no, Onyankopɔn ‘de anuonyam ne nidi bɔɔ no abotiri,’ na ɔde “ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa” maa no. Tumi a ɔde ‘bɛsɛe Ɔbonsam nnwuma’ nso ka ho. (Heb. 2:7; Mat. 28:18; 1 Yoh. 3:8) Yesu akyi no, ebinom nso bɛba abɛka ɔbea no aseni no ho. Ɔsomafo Paul ma yehu wɔn a ɛbɛba abɛka saa aseni yi ho bere a ɔka kyerɛɛ Kristofo a wɔyɛ Yudafo ne Amanaman mufo a wɔasra wɔn no sɛ: “Sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnde na moyɛ Abraham asefo ampa, adedifo a mo nsa bɛka Onyankopɔn bɔhyɛ.” (Gal. 3:​28, 29) Sɛ Yehowa de honhom kronkron sra Kristoni bi a, onii no bɛka ɔbea no aseni no ho. Enti, Yesu Kristo ne 144,000 a ɔne wɔn bedi ade no na ɛyɛ ɔbea no aseni. (Adi. 14:1) Wɔn nyinaa bɔ mmɔden suasua wɔn Agya, Yehowa Nyankopɔn. w22.07 16 ¶8-9

Fida, April 12

Me nkwa afono me; mempɛ sɛ mekɔ so tena ase bio.—Hiob 7:16.

Yɛhwɛ kwan sɛ yebehyia sɔhwɛ wɔ awiei mmere yi mu. (2 Tim. 3:1) Mmere a ɛte saa mu no, ebia yɛbɛte nka sɛ sɔhwɛ rebu yɛn kɔn mu, ɛnkanka bere a sɔhwɛ no aba atoatoa so anaa aba abom. Nanso kae sɛ Yehowa rehwɛ yɛn so, na ne mmoa nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɔhwɛ biara a ɛbɛto yɛn no, yebetumi agyina ano. Yɛnhwɛ sɛnea Yehowa boaa ɔbarima nokwafo Hiob. Sɔhwɛ a emu yɛ den pii totoo Hiob bere tiaa bi mu. Da bi awerɛhosɛm a ani yɛ nyan paa too Hiob. Wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ atoyerɛnkyɛm bi asi ma wahwere ne nyɛmmoa nyinaa, na akunkum n’asomfo. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, ekunkum ne mma nso. (Hiob 1:​13-19) Ɛno akyi pɛɛ a awerɛhow no ntetew Hiob ani so no, yare a ɛyɛ yaw na ɛsɛe nipadua nso bɔɔ no. (Hiob 2:7) Ná Yehowa rehwɛ Hiob so. Esiane sɛ na Yehowa dɔ Hiob nti, ɔmaa no nea ɛbɛboa no ama watumi agyina ne sɔhwɛ no ano. w22.08 11 ¶8-10

Memeneda, April 13

Nea Yehowa dɔ no na ɔteɛ no so.—Heb. 12:6.

Sɛ Yehowa teɛ yɛn so a, ebetumi ama yɛn werɛ ahow paa. Anhwɛ a yɛbɛte nka sɛ nteɛso no mfata yɛn anaa ano yɛ den dodo. Ɛba saa a, yɛrenhu mfaso a ɛwɔ nteɛso no so, kyerɛ sɛ, yɛrenhu sɛ Yehowa dɔ yɛn nti na ɔteɛ yɛn so. (Heb. 12:​5, 11) Enti gye nteɛso tom, na yɛ nsakrae biara a ehia. Ɛtɔ da a, na Yesu teɛ Petro so wɔ asomafo no nyinaa anim. (Mar. 8:33; Luka 22:​31-34) Yetumi hu sɛ na ɛbɛma Petro ani awu paa! Nanso Petro kɔɔ so dii Yesu nokware. Ogyee nteɛso toom, na osuaa biribi fii mfomso a odii no mu. Petro nokwaredi nti, Yehowa hyiraa no, na ɔde dwumadi atitiriw hyehyɛɛ ne nsa wɔ asafo no mu. (Yoh. 21:​15-17; Aso. 10:​24-33; 1 Pet. 1:1) Sɛ wɔteɛ yɛn so, na yegye tom yɛ nsakrae biara a ehia, na yɛamfa yɛn adwene ansi aniwu a ɛbata ho no so a, ɛboa yɛne afoforo. Sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa de yɛn bɛyɛ adwuma paa, na yɛn nuanom nso benya yɛn so mfaso pii. w22.11 21-22 ¶6-7

Kwasida, April 14

‘Fa Isak kɔbɔ ɔhyew afɔre.’—Gen. 22:2.

Ná Abraham nim sɛ Yehowa renyɛ nea ɛnteɛ da anaa ɔrenyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ɔnnɔ no. Sɛnea ɔsomafo Paul ma yehu no, na Abraham gye di sɛ Yehowa betumi anyan ne dɔba Isak. (Heb. 11:​17-19) Ade yi, na Yehowa ahyɛ Isak bɔ sɛ ɔman bi befi ne mu aba, nanso saa bere no na Isak nni mma. Ná Abraham dɔ Yehowa, enti na ɔwɔ n’Agya no mu awerɛhyem sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ. Ɛwom sɛ na ɛnna fam, nanso esiane sɛ ɔwɔ Yehowa mu gyidi nti, otiee no. (Gen. 22:​1-12) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Abraham? Ɛne sɛ, yɛbɛkɔ so asua Yehowa ho ade. Yɛyɛ saa a, yɛbɛbɛn no paa, na ɔdɔ a yɛwɔ ma no no nso bɛyɛ kɛse. (Dw. 73:28) Ɛbɛtete yɛn ahonim ama Onyankopɔn adwene akyerɛ yɛn kwan. (Heb. 5:14) Ɛba saa na obi de adebɔne sɔ yɛn hwɛ a, ɛnyɛ ade a yɛbɛyɛ. Biribiara a yɛyɛ a ɛbɛma yɛn Agya no adi yaw anaa ɛbɛsɛe yɛne ne ntam no, ɛbɛyɛ yɛn tan. w22.08 28-29 ¶11-12

Dwoda, April 15

Onipa komam dadwen ma ne koma botow, na asɛmpa ma enya anigye.—Mmeb. 12:25.

Bere a ɔsomafo Paul ne Barnaba san kɔɔ Listra, Ikoniom ne Antiokia no, “wɔpaw mpanyimfo maa wɔn wɔ asafo biara mu.” (Aso. 14:​21-23) Ɛda adi sɛ, mpanyimfo a wɔpaw wɔn no kyekyee nsafo no mufo werɛ. Ɛnnɛ nso, saa ara na asafo mu mpanyimfo yɛ. Asafo mu mpanyimfo, momfa mo ani nto fam na sɛ muhu ebinom a ebia wɔbehia “asɛmpa” a ɛbɛhyɛ wɔn nkuran a, moaboa wɔn. Paul kaee ne nuanom Kristofo sɛ, esiane sɛ Yehowa hyɛɛ “adansefo mununkum kɛse” no den nti, wotumi gyinaa sɔhwɛ biara a wohyiae ano. (Heb. 12:1) Paul hui sɛ sɔhwɛ ahorow a tetefo no faa mu a wotumi gyinaa mu no, ebetumi ama ne nuanom Kristofo anya akokoduru, na aboa wɔn ma wɔde wɔn ani asi “Onyankopɔn teasefo no kurow” no so. (Heb. 12:22) Ɛnnɛ nso, saa ara na ɛboa yɛn. Sɛnea Yehowa boaa Gideon, Barak, Dawid, Samuel ne afoforo pii no, hena na sɛ ɔkan ho asɛm a ɛnhyɛ no den?—Heb. 11:​32-35. w22.08 21-22 ¶5-6

Benada, April 16

Wobuu wɔn atɛn mmaako mmaako sɛnea wɔn nnwuma te.—Adi. 20:13.

“Nnwuma” bɛn na wobegyina so abu wɔn a wobenyan wɔn no atɛn? Wohwɛ a, ɛbɛyɛ nnwuma a wɔyɛe ansa na wɔrewu anaa? Daabi! Kae sɛ bere a wowui no, wɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. Enti ɛha yi, “wɔn nnwuma” no rentumi nkyerɛ nneɛma a wɔyɛe ansa na wɔrewu. Mmom, yɛbɛka a, ntetee a wobenya wɔ wiase foforo no mu no, nea wɔbɛyɛ wɔ ho no, ɛno na wɔn nnwuma no begyina hɔ ama. Mmarima anokwafo te sɛ Noa, Samuel, Dawid, ne Daniel mpo, ebehia sɛ wosua Yesu Kristo ho ade na wonya n’afɔrebɔ no mu gyidi. Ɛnde, wɔn a wɔnyɛ atreneefo no de, wɔwɔ nneɛma pii sua! Wɔn a wɔbɛpo hokwan fɛfɛɛfɛ yi, dɛn na ɛda hɔ retwɛn wɔn? Adiyisɛm 20:15 ka sɛ: “Obiara a wɔanhu no wɔ nkwa nhoma no mu no, wɔtow no too ogya tare no mu.” Anokwa, wɔbɛsɛe wɔn afebɔɔ. Wei nti, ehia paa sɛ, yɛyɛ nea yebetumi biara ma wɔkyerɛw yɛn din wɔ nkwa nhoma no mu, na yɛhwɛ nso sɛ ɛremfi mu da! w22.09 18-19 ¶17-19

Wukuda, April 17

‘Fa ahonim pa bɔ wo bra wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.’—Aso. 24:16.

Gyinae a yesisi wɔ yɛn apɔwmuden ne ayaresa ho no, emu pii wɔ hɔ a, yɛn ahonim a yɛde Bible atete no no, ɛno na yegyina so yɛ saa. (1 Tim. 3:9) Gyinae a yɛasisi afa yɛn apɔwmuden ho no, sɛ yɛne afoforo rebɔ ho nkɔmmɔ a, ɛsɛ sɛ yɛde afotu a ɛwɔ Filipifo 4:5 no yɛ adwuma. Ɛhɔ ka sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu sɛ mote asɛm ase.” Sɛ yɛwɔ ntease a, yɛrennwen yɛn apɔwmuden ho mmoro so. Yɛdɔ yɛn nuanom na yebu wɔn, ɛmfa ho mpo sɛ ɛsono wɔn gyinaesi no. (Rom. 14:​10-12) Yehowa ne nkwa Farebae. Enti sɛ yɛhwɛ yɛn apɔwmuden so yiye, na yɛyere yɛn ho yɛ nea yebetumi nyinaa som Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nkwa a ɔde ama yɛn no. (Adi. 4:11) Seesei de, yebetumi ayare, na atoyerɛnkyɛm nso betumi asi ama yɛn ho aka. Nanso ɛnyɛ saa asetena yi na na yɛn Bɔfo no pɛ sɛ yenya. Ɛrenkyɛ obeyi yaw ne owu afi hɔ na wama yɛn daa nkwa. (Adi. 21:4) Nanso seesei de, hwɛ sɛnea ɛyɛ fɛ sɛ yɛde nkwa a yɛwɔ no resom yɛn soro Agya, Yehowa a ɔdɔ yɛn no! w23.02 25 ¶17-18

Yawda, April 18

Wɔakyɛ w’ahenni mu de ama Mediafo ne Persiafo.—Dan. 5:28.

Yehowa ama ada adi pefee sɛ ɔwɔ “atumfo a wɔkorɔn” no so tumi paa. (Rom. 13:1) Momma yɛnhwɛ ɛho nhwɛso mmiɛnsa. Egypt hene Farao de Yehowa nkurɔfo yɛɛ nkoa, na opirim ne koma mpɛn pii sɛ ɔrennyaa wɔn. Nanso Onyankopɔn gyee ne nkurɔfo no, na ɔmaa Po Kɔkɔɔ no faa Farao. (Ex. 14:​26-28; Dw. 136:15) Babilon hene Belsasar too pon, na ‘ɔmaa ne ho so tiaa Ɔsoro Wura no,’ na ‘ɔkamfoo anyame a wɔde dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ayɛ’ sen sɛ ɔbɛkamfo Yehowa. (Dan. 5:​22, 23) Nanso Onyankopɔn brɛɛ saa ɔhantanfo no ase. “Saa anadwo no ara,” wokum Belsasar na wɔde n’ahenni no maa Mediafo ne Persiafo. (Dan. 5:​30, 31) Palestina hene Herode Agripa I ma wokum ɔsomafo Yakobo, na ɔde ɔsomafo Petro nso too afiase, a na adwene no ne sɛ obekum no. Nanso Yehowa amma Herode nsusuwii no amma mu. “Yehowa bɔfo bɔɔ no,” na owui.—Aso. 12:​1-5, 21-23. w22.10 15 ¶12

Fida, April 19

Metie mo.—Yer. 29:12.

Tete no, wɔn a wodii Yehowa nokware no, sɛ yɛkan wɔn ho ade na yehu sɛnea Yehowa hwɛɛ wɔn no a, ɛbɛhyɛ yɛn anidaso mu den paa. Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, “wɔakyerɛw sɛ ɛnkyerɛkyerɛ yɛn, na yɛnam yɛn animia ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.” (Rom. 15:4) Sɛnea Yehowa adi ne bɔhyɛ ahorow so no, dwinnwen ho. Yɛnhwɛ nea Onyankopɔn yɛ maa Abraham ne Sara. Ná wɔanyinyin adu baabi a wontumi nwo. Nanso Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ sɛ wɔbɛwo. (Gen. 18:10) Bere a Yehowa hyɛɛ wɔn bɔ no, dɛn na Abraham yɛe? Bible ka sɛ: ‘Ogye dii sɛ ɔbɛyɛ aman bebree agya.’ (Rom. 4:18) Ɛwom sɛ nnipa ani so no, na anidaso asa, nanso na Abraham wɔ ahotoso sɛ Yehowa bedi ne bɔhyɛ so. Ɔbarima nokwafo yi nsa ansi fam. (Rom. 4:​19-21) Bible mu nsɛm bi a ɛte sei ma yehu sɛ yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so bere nyinaa sɛ ɔbɛma ne bɔhyɛ biara aba mu. w22.10 27 ¶13-14

Memeneda, April 20

Wode w’ani behu wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no.—Yes. 30:20.

Saa asɛm no baa mu bere a Babilonfo gyaa Yudafo no ma wɔsan kɔɔ wɔn kurom no. Yehowa ma ɛdaa adi sɛ ɔyɛ wɔn Kyerɛkyerɛfo Kunini, na akwankyerɛ a ɔde maa wɔn nti, ɛma wɔsan maa nokware som so bio. Ɛnnɛ nso, ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa yɛ yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini. Yesaia ka yɛn ho asɛm sɛ, yɛte sɛ adesuafo a Yehowa kyerɛ yɛn ade. Ɔka sɛ: “Wode w’ani behu wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no.” Saa ntotoho yi mu no, Yesaia ka sɛ, Ɔkyerɛkyerɛfo no gyina adesuafo no anim. Ɛnnɛ, yɛanya hokwan sɛ Yehowa yɛ yɛn Kyerɛkyerɛfo. Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so kyerɛkyerɛ yɛn? Ɔnam n’ahyehyɛde no so. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yenya akwankyerɛ a emu da hɔ fi Yehowa ahyehyɛde no hɔ! Yenya akwankyerɛ wɔ adesua ase, yɛn nhoma ahorow mu, JW Broadcasting ne akwan horow pii so. Wei nyinaa boa yɛn na sɛ yehyia ɔhaw a, yɛatumi de anigye agyina ano. w22.11 10 ¶8-9

Kwasida, April 21

‘Dɛn na ɛbɛyɛ wiase yi awiei bere no ho sɛnkyerɛnne?’—Mat. 24:3.

Yesu kaa Yerusalem ne asɔrefie no a ɛbɛsɛe ne “wiase yi awiei bere” a yɛte mu yi nso ho asɛm sɛ: “Ɛdefa saa da no anaa dɔn no ho de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne Ɔba no nso nnim, gye Agya no.” Afei ɔbɔɔ n’asuafo nyinaa kɔkɔ sɛ: “Monkɔ so nwɛn.” (Mar. 13:​32-37) Ná ehia sɛ Kristofo a wɔte Yudea no kɔ so wɛn, efisɛ ɛno na na ebegye wɔn nkwa. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Sɛ muhu sɛ asraafodɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne sɛe abɛn.” Sɛ wɔhu saa pɛ, na ɛsɛ sɛ wɔtie Yesu kɔkɔbɔ no, na ‘wɔfi ase guan kɔ mmepɔw so.’ (Luka 21:​20, 21) Wɔn a wɔtiee kɔkɔbɔ no nyaa wɔn ti didii mu bere a Romafo bɛsɛee Yerusalem no. Wiase bɔne a yɛte mu yi, ɛrenkyɛ na akɔ awiei. Enti, yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ, na yɛkɔ so wɛn. w23.02 14 ¶1-3

Dwoda, April 22

Yehowa, nokware Nyankopɔn.—Dw. 31:5.

Yehowa kyerɛkyerɛ n’asomfo sɛ wɔnka nokware na wɔnyɛ adetrenee. Ɛba saa a, ɛma nkurɔfo bu wɔn, na wɔnya asomdwoe. (Mmeb. 13:​5, 6) Wufii ase suaa Bible yi, wayɛ biribi a ɛte saa ama wo anaa? Woabehu sɛ Yehowa akwan paa na mfaso wɔ so ma nnipa nyinaa. (Dw. 77:13) Enti wopɛ sɛ woyɛ ade a ɛtene wɔ Onyankopɔn ani so. (Mat. 6:33) Wopɛ sɛ wotaa nokware no akyi, na woboa ma ɛda adi sɛ nea Satan akeka afa Yehowa Nyankopɔn ho no nyinaa nyɛ nokware. Wobɛyɛ no sɛn? Wubetumi abɔ wo bra wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛyɛ te sɛ nea woreka sɛ: “Mikyi Satan atosɛm, na metaa nokware no akyi. Yehowa na mepɛ sɛ odi me so, na nea ɛtene wɔ n’ani so na mepɛ sɛ meyɛ.” Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛne sɛ, wobɛbɔ Yehowa mpae de ahyira wo ho so ama no. Ɛno akyi no, wobɛbɔ asu de ama nkurɔfo ahu sɛ woahyira wo ho so. Nokware a wubedi ne adetrenee a wobɛyɛ no bɛkanyan wo paa ma woabɔ asu. w23.03 3 ¶4-5

Benada, April 23

Mommma mo koma nntu, na mommma ɛmmmɔ hu.—Yoh. 14:27.

Yɛwɔ asomdwoe bi a nnipa a ɛwɔ wiase no nnim ho hwee. Ɛno ne “Onyankopɔn asomdwoe.” Ɛyɛ akomatɔyam a sɛ obi ne yɛn soro Agya no ntam yɛ kama a, onya. Yɛwɔ Onyankopɔn asomdwoe a, yɛte nka sɛ yɛn ho tɔ yɛn. (Filip. 4:​6, 7) Ɛma yɛne afoforo a wɔdɔ Onyankopɔn fa adamfo denneennen. Afei nso, ɛma yɛne “asomdwoe Nyankopɔn” no ntam yɛ kama. (1 Tes. 5:23) Sɛ yenim yɛn Agya no, yɛde yɛn ho to no so, na yetie no a, Onyankopɔn asomdwoe betumi aka yɛn koma ato yɛn yam bere a yɛrehyia ɔhaw bi no. So ɛyɛ ampa sɛ yebetumi anya Onyankopɔn asomdwoe bere a yare atu atese, atoyerɛnkyɛm bi asi, ɔman no mu ayɛ basabasa, anaa nkurɔfo retan yɛn ani no? Ɔhaw yi mu biara betumi ama ehu aka yɛn. Anigyesɛm ne sɛ, anuanom de Yesu afotu a ɛwɔ nnɛ daa asɛm no mu no ayɛ adwuma. Yehowa mmoa so nti, sɔhwɛ a emu yɛ den a wɔnam mu mpo no, wɔatumi anya asomdwoe. w22.12 16 ¶1-2

Wukuda, April 24

Monyɛ hyew honhom mu. Monyɛ adwuma mma Yehowa sɛ nkoa.—Rom. 12:11.

Ɛnyɛ biribiara a ebesi wɔ yɛn asetena mu no na yɛwɔ so tumi. Ɛno nti, ɛho hia paa sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya adwene sɛ ɔsom hokwan bi a yɛwɔ na ɛma yɛsom bo wɔ Yehowa ani so. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛde ɔsom hokwan a yɛwɔ toto nea afoforo wɔ ho. (Gal. 6:4) Ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so aboa nkurɔfo, na yɛasom Yehowa yiye. Sɛ wopɛ sɛ wunya ɔsom hokwan bi a, mma w’asetena nnyɛ kyenkyenenn, na nsoa ɛka hunu ngu wo so. Fa botae nketewa a ɛbɛboa wo ma woadu wo botae akɛse ho no sisi w’ani so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ wopɛ sɛ wobɛyɛ daa kwampaefo a, wubetumi de asi w’ani so sɛ bosome biara wobɛyɛ akwampaefo boafo. Sɛ wopɛ sɛ wobɛyɛ asafo mu somfo a, wubetumi de bere pii ayɛ asɛnka adwuma no. Osuahu a wubenya no betumi ama wo nsa aka ɔsom hokwan bi daakye. Si wo bo sɛ, dwumadi biara a wɔde bɛma wo no, wubefi wo koma nyinaa mu ayɛ. w22.04 26 ¶16-17

Yawda, April 25

Medɔ Yehowa, efisɛ otie me nne; otie me sufrɛ.—Dw. 116:1.

Ɔhaw a yehyia wɔ yɛn asetenam no, Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛagyina ano, na yɛde anigye asom no. Sɛ yɛde yɛn ahiasɛm bi to Onyankopɔn anim a, ebia ɛhɔ no ara nea ɔbɛyɛ ama yɛn ne sɛ, ɔbɛhyɛ yɛn den ama yɛatumi agyina tebea no ano. Nanso sɛ ɔhaw a yɛrehyia no amfi hɔ ntɛm sɛnea yɛhwɛ kwan a, ebia ebehia sɛ yɛkɔ so srɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn ahoɔden a yɛde begyina ano. Ade yi, saa na ɔpɛ sɛ yɛyɛ. Asɛm a ɛwɔ Yesaia 62:7 si wei so dua. Ɛka sɛ: ‘Mommma Yehowa nnhome.’ Dɛn na saa asɛm no kyerɛ? Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ Yehowa mpae ara ma ɛyɛ te sɛ nea yɛmma no kwan mpo mma ɔnnhome. Yesaia nsɛm yi ma yɛkae Yesu mfatoho a ɛfa mpaebɔ ho a ɛwɔ Luka 11:​8-10, 13 no. Ɛhɔ no, Yesu hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnkɔ so mmisa’ honhom kronkron. Yebetumi nso asrɛ Yehowa sɛ, ɔmma yɛn akwankyerɛ a yehia na yɛatumi asisi gyinae pa. w22.11 8 ¶1; 9 ¶6-7

Fida, April 26

Ɛsɛ sɛ yɛfa amanehunu bebree mu de kɔ Onyankopɔn Ahenni mu.—Aso. 14:22.

Wo ne w’abusua betumi asiesie mo ho nnɛ ama ɔsɔretia. Mfa w’adwene mmu nneɛma bɔne a ebetumi asisi no nyinaa. Mmom, hyɛ wo ne Yehowa ayɔnkofa mu den, na boa wo mma nso ma wɔnyɛ saa ara. Sɛ ɛtɔ da na wote nka sɛ dadwen ahyɛ wo so a, ka wo komam asɛm kyerɛ Onyankopɔn. (Dw. 62:​7, 8) Nea enti a mubetumi de mo ho ato Yehowa so no, abusua no nyinaa mmom nsusuw ho. Sɛnea ɛsɛ sɛ musiesie mo ho ansa na atoyerɛnkyɛm bi asi no, saa ara na sɛ mudi kan siesie mo ho ma ɔsɔretia, na mode mo ho to Yehowa so a, ɛbɛma mo mma anya akokoduru ne asomdwoe. Onyankopɔn asomdwoe ma yɛn ho dwo yɛn. (Filip. 4:​6, 7) Ɛmfa ho yare, atoyerɛnkyɛm, ne tan a nkurɔfo betumi atan yɛn ani nnɛ no, Yehowa nam n’asomdwoe so ka yɛn koma to yɛn yam. Ɔnam mpanyimfo a wɔbɔ wɔn ho mmɔden so hyɛ yɛn nkuran. Afei nso, wama yɛn nyinaa anya hokwan a yɛde boa yɛn ho yɛn ho. Asomdwoe a yɛwɔ no nnɛ no, sɔhwɛ akɛse a yebehyia no daakye te sɛ “ahohiahia kɛse” no mpo, ɛbɛboa yɛn ama yɛagyina ano.—Mat. 24:21 w22.12 27 ¶17-18

Memeneda, April 27

Mammɛfrɛ atreneefo na mmom nnebɔneyɛfo.—Mat. 9:13.

Bere bi a atwam no, sɛ yɛyɛɛ bɔne bi a ɛso a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho na yɛankɔ so ammu yɛn ho fɔ wɔ ho. Ɛwom, yɛremfa agyede afɔre no nyɛ nkataanim ‘mmoapa ntena bɔne mu’ da. (Heb. 10:​26-31) Nanso, sɛ yɛayɛ bɔne a ɛso na yɛanu yɛn ho, ahwehwɛ Yehowa mmoa, na yɛasesa yɛn suban a, ɛnde yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn ama aboro so. (Yes. 55:7; Aso. 3:19) Agyede afɔre no wɔ tumi paa, enti ebetumi akata yɛn bɔne nyinaa so ama aboro so, na ebetumi ama ayɛ yiye sɛ yɛbɛtena Paradise. Ɛhɔ asetena remfono yɛn da. Da biara yɛne nnipa a wɔn ho yɛ anika bɛbɔ, na yɛbɛyɛ adwuma a ɛma akomatɔyam. Nea ɛsen ne nyinaa no, da biara yebenya hokwan de ahu yɛn soro Agya no yiye, na biribiara a ɔde bɛma yɛn no nso bɛma yɛn ani agye. Yɛrensua ne ho ade nwie da, na yebesua nneɛma pii nso afa n’abɔde ho. w22.12 13 ¶17, 19

Kwasida, April 28

Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbea no ntam.—Gen. 3:15.

Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ “ɔbea no” gyina hɔ ma Hawa. Nkɔmhyɛ no kaa sɛ ɔbea no aseni no ‘bɛpɛtɛw’ ɔwɔ no ti. Ɔwɔ no gyina hɔ ma Satan, ɔbɔfo bɔne no, na Hawa aseni a ɔtɔ sin biara nso nni hɔ a obetumi asɛe Satan. Ɛnde, sɛn na wɔbɛsɛe Satan? Bible nhoma a etwa to no ma yehu ɔbea a Genesis 3:15 ka ne ho asɛm no. (Adi. 12:​1, 2, 5, 10) Wei nyɛ ɔbea ankasa. Ɔsram wɔ ne nan ase, ɛnna ahenkyɛw a wɔde nsoromma 12 ayɛ hyɛ ne ti. Ɔwoo abofra nwanwani bi; saa abofra no ne Onyankopɔn Ahenni no. Ahenni no wɔ soro, enti ɛnyɛ dɛn ara a ɔbea no nso bɛwɔ soro. Ɔbea no gyina hɔ ma Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro a abɔfo anokwafo na ɛwom no. (Gal. 4:26) Onyankopɔn Asɛm san boa yɛn ma yehu ɔbea no aseni titiriw no. Ná saa aseni yi bepue afi Abraham abusua mu.—Gen. 22:​15-18. w22.07 15-16 ¶6-8

Dwoda, April 29

Moannye no sɛ nnipa asɛm, na mmom mugyee no sɛnea ɛte ankasa, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm.—1 Tes. 2:13.

Bible a Yehowa de ama yɛn no, ne nyansa ahyɛ mu ma. Bible mu afotu tumi nya nkurɔfo so tumi paa, na etumi sesa wɔn abrabɔ. Bere a Mose kyerɛw nhoma nnum a edi kan wɔ Bible mu no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn man Israelfo no sɛ: “Nsɛm yi nyɛ nsɛnhunu, na mmom ɛno na mo nkwa gyina so.” (Deut. 32:47) Wɔn a wɔtiee Bible mu asɛm no, ewiee wɔn yiye na wɔn ani gyei. (Dw. 1:​2, 3) Ɛwom sɛ wɔkyerɛw Onyankopɔn Asɛm no akyɛ de, nanso ɛda so ara wɔ tumi a etumi sesa nnipa abrabɔ. Afotu pa a ɛwɔ Bible mu no, entwam da; bere biara nkurɔfo tumi de bɔ wɔn bra ma ɛboa wɔn. Sɛ yɛkenkan saa nhoma kronkron no, na yedwinnwen emu nsɛm ho a, Yehowa de ne honhom kronkron a ɛwɔ tumi no boa yɛn ma yehu sɛnea yebetumi de Bible mu afotu no abɔ yɛn bra. (Dw. 119:27; Mal. 3:16; Heb. 4:12) Nokwasɛm ne sɛ, nea ɔde Bible no maa yɛn no te ase, na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wo. Ɛsɛ sɛ wei ka yɛn paa ma yɛkenkan Bible da biara! w23.02 3 ¶5-6

Benada, April 30

Ɔbɛsɛe ade aboro so.—Dan. 8:24.

Adiyisɛm ti 13 ma yehu sɛ Anglo-Amerika Wiase Tumidi no yɛ n’ade te sɛ akekaboa bi a “ɔwɔ mmɛn abien te sɛ oguan ba, nanso ofii ase kasae te sɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hu.” Saa aboa yi yɛ “nsɛnkyerɛnne akɛse, na ɔma ogya mpo fi soro ba asaase so wɔ nnipa anim.” (Adi. 13:​11-15) Adiyisɛm ti 16 ne 19 ka saa akekaboa yi ho asɛm sɛ, ɔyɛ “atoro diyifo.” (Adi. 16:13; 19:20) Daniel nso ka biribi a ɛte saa. Ɔka sɛ, Anglo-Amerika Wiase Tumidi no ‘bɛsɛe ade aboro so.’ (Dan. 8:​19, 23, 24) Saa pɛpɛɛpɛ na esii wɔ Wiase Ko II no mu. Atopae mmienu a wɔtoe a ɛboa maa ɔko no baa awiei no, Britain ne Amerika abɔde mu nyansahufo na ɛyɛe. Ampa ara, Anglo-Amerika Wiase Tumidi no ‘maa ogya fii soro baa asaase so.’ w22.05 10 ¶9

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena