Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es24 kr. 47-57
  • May

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • May
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2024
  • Nsɛmti Nketewa
  • Wukuda, May 1
  • Yawda, May 2
  • Fida, May 3
  • Memeneda, May 4
  • Kwasida, May 5
  • Dwoda, May 6
  • Benada, May 7
  • Wukuda, May 8
  • Yawda, May 9
  • Fida, May 10
  • Memeneda, May 11
  • Kwasida, May 12
  • Dwoda, May 13
  • Benada, May 14
  • Wukuda, May 15
  • Yawda, May 16
  • Fida, May 17
  • Memeneda, May 18
  • Kwasida, May 19
  • Dwoda, May 20
  • Benada, May 21
  • Wukuda, May 22
  • Yawda, May 23
  • Fida, May 24
  • Memeneda, May 25
  • Kwasida, May 26
  • Dwoda, May 27
  • Benada, May 28
  • Wukuda, May 29
  • Yawda, May 30
  • Fida, May 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2024
es24 kr. 47-57

May

Wukuda, May 1

‘Eyi akyi no, mihuu nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn, a wofi aman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu.’—Adi. 7:9.

Bere a Yohane huu kuw a ɛbɛkɔ soro no akyi no, ohuu “nnipakuw kɛse” bi. Saa nnipakuw kɛse no nte sɛ 144,000 no, efisɛ wɔn dodow nni ano. Wɔka wɔn ho asɛm sɛn? Wɔka kyerɛɛ Yohane sɛ: “Eyinom na wofi ahohiahia kɛse no mu, na wɔahoro wɔn ntaade na wɔama ayɛ fitaa wɔ Oguammaa no mogya mu.” (Adi. 7:14) Sɛ “nnipakuw kɛse” no nya wɔn ti didi mu wɔ ahohiahia kɛse no mu a, wɔbɛtena asaase so ha na wɔanya nhyira pii. (Dw. 37:​9-11, 27-29; Mmeb. 2:​21, 22; Adi. 7:​16, 17) Sɛ wɔapaw yɛn sɛ yɛnkɔ soro oo, sɛ yɛbɛtena asaase so oo, asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm ti 7 no, yehu yɛn ho wom anaa? Ɛsɛ sɛ yehu yɛn ho wom. Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ akuw mmienu no nyinaa mu no, hwɛ sɛnea saa bere no bɛyɛ anigye ama wɔn! Yɛn ani begye paa sɛ yesii gyinae sɛ yɛbɛtaa Yehowa tumidi akyi. w22.05 16 ¶6-7

Yawda, May 2

Yehowa ankasa na ɔma nyansa.—Mmeb. 2:6.

Sɛ woasi gyinae kɛse bi da a, wubegye atom sɛ wobɔɔ mpae hwehwɛɛ nyansa, efisɛ na wuhia nyansa ansa na woatumi asi saa gyinae no. (Yak. 1:5) Ɔhene Solomon kyerɛwee sɛ: “Nyansa ne ade a ehia paa.” (Mmeb. 4:7) Ɛnyɛ nyansa biara kɛkɛ na na Solomon reka ho asɛm, mmom nyansa a efi Yehowa Nyankopɔn hɔ na na ɔreka ho asɛm. Yemmisa sɛ, nyansa a efi Nyankopɔn hɔ no, ebetumi aboa yɛn ama ɔhaw a yehyia no nnɛ no, yɛatumi adi ho dwuma yiye anaa? Yiw, ebetumi. Ade baako a yɛyɛ a ɛbɛma yɛayɛ anyansafo paa ne sɛ, mmarima mmienu a na nkurɔfo bu wɔn sɛ wonim nyansa paa no, yebesua wɔn nkyerɛkyerɛ, na yɛde abɔ yɛn bra. Nea odi kan ne Solomon. Bible ka sɛ: “Onyankopɔn maa Solomon nyansa ne nhumu pii.” (1 Ahe. 4:29) Nea ɔtɔ so mmienu ne Yesu. Ɔno de, onim nyansa sen onipa biara. (Mat. 12:42) Bible hyɛɛ Yesu ho nkɔm sɛ: “Yehowa honhom bɛtena no so, nyansa ne ntease honhom.”—Yes. 11:2. w22.05 20 ¶1-2

Fida, May 3

Ma menka wo tumi ho asɛm nkyerɛ awo ntoatoaso.—Dw. 71:18.

Sɛ yɛanyin sɛ dɛn mpo a, yebetumi de Onyankopɔn som mu botae asisi yɛn ani so, na yɛayere yɛn ho adu ho. Momma yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Beverley a wadi mfe 75 no. Ná yare bi reteetee no paa, enti na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛnantew. Nanso asɛnka adwuma titiriw a yɛyɛ no Nkaedi bere no, na ɔpɛ sɛ ɔyere ne ho yɛ bi. Enti ɔde botae pɔtee bi sisii n’ani so. Botae a Beverley de sisii n’ani so wɔ asɛnka adwuma no mu wɔ Nkaedi bere no mu no, bere a oduu ho no, n’ani gyei paa. Ne mmɔdenbɔ no kanyan afoforo nso ma wɔyeree wɔn ho wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ tebea bi nti, yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no ntumi nyɛ pii mpo a, Yehowa ani sɔ kakra a wotumi yɛ no. (Dw. 71:17) Fa botae a wubetumi adu ho sisi w’ani so. Yere wo ho nya suban a ɛbɛma Yehowa ani agye wo ho. Sua adwuma anaa biribi a ebetumi ama Onyankopɔn ne n’ahyehyɛde no de wo adi dwuma. Hwehwɛ akwan a wubetumi afa so aboa wo nuanom yiye. Sɛ wusuasua Timoteo a, Yehowa bɛboa wo ama “nnipa nyinaa ahu wo nkɔso.”—1 Tim. 4:15. w22.04 27 ¶18-19

Memeneda, May 4

Wo mmofraase na wusuaa nkyerɛwee kronkron no.—2 Tim. 3:15.

Fa no sɛ woayɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛboa wo mma ama wɔasom Yehowa, nanso baako se ɔrensom Yehowa. Ɛba saa a, nnya adwene sɛ woantumi anyɛ w’adwuma yiye sɛ ɔwofo. Yehowa de obiara pɛ ama no, na wo ba no nso ka ho. Enti obiara betumi asi gyinae sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn anaa ɔrensom no. Sɛ wo ba si gyinae sɛ ɔrensom Yehowa bio a, mma w’abam mmmu. Mmom, nya anidaso sɛ obetumi asan aba Yehowa nkyɛn. Kae ɔba desɛefo mfatoho no. (Luka 15:​11-19, 22-24) Saa aberante no man fii trenee kwan so koraa, nanso ewiee ase no, ɔsan bae. Awofo, moanya hokwan kɛse bi. Ɛne sɛ, moretete nkyirimma a wɔbɛsom Yehowa daakye. (Dw. 78:​4-6) Ɛnyɛ adwuma ketewa, na yefi yɛn koma nyinaa mu kamfo mo sɛ moreyɛ nea mo ahoɔden betumi nyinaa de boa mo mma ma wɔdɔ Yehowa, na mode ne nteɛso ne ne kasakyerɛ tete wɔn. Munnya awerɛhyem sɛ yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no ani begye.—Efe. 6:4. w22.05 30-31 ¶16-18

Kwasida, May 5

Kwaa biara yɛ nea ehia sɛnea ɛbɛyɛ a nipadua no nyinaa bɛkeka asi ani pɛpɛɛpɛ.—Efe. 4:16.

Nea ɛbɛyɛ na asomdwoe ne baakoyɛ akɔ so atena asafo no mu no, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ nea obetumi nyinaa de som Yehowa. Momma yɛnhwɛ Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so no. Ná obiara wɔ ne dom akyɛde ne adwuma a ɛhyɛ ne nsa. (1 Kor. 12:​4, 7-11) Nanso wei amfa akansi ne mpaapaemu amma wɔn mu. Mmom, Paul hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔn mu biara nyɛ nea ehia “na wɔde ahyɛ Kristo nipadua no den.” Paul kyerɛw kɔmaa Efesofo no sɛ: “Sɛ kwaa biara yɛ n’adwuma yiye a, ɛma nipadua no nyin, na ɛyɛ den wɔ ɔdɔ mu.” (Efe. 4:​1-3, 11, 12) Wɔn a wɔde saa afotu no yɛɛ adwuma no maa asomdwoe ne baakoyɛ tenaa asafo no mu. Saa su no ara bi na yehu wɔ nsafo a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu. Si wo bo sɛ woremfa wo ho ntoto afoforo. Mmom, yere wo ho suasua Yesu suban ne nneɛma pa a ɔyɛe no. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa ‘nyɛ obi a ɔnteɛ, enti ne werɛ remfi w’adwuma.’ (Heb. 6:10) N’ani sɔ nea wufi wo kra nyinaa mu yɛ no. w22.04 14 ¶15-16

Dwoda, May 6

Kristo Yesu baa wiase sɛ ɔrebegye abɔnefo nkwa.—1 Tim. 1:15.

Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛahu sɛ, sɛ obi yɛ bɔne a, ɛnyɛ yɛn na yɛbɛkyerɛ sɛ Yehowa de bɛkyɛ no anaa ɔremfa nkyɛ no! Nanso biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛyɛ dɛn? Ɛtɔ da a, obi tumi yɛ yɛn bɔne, wobɛhwɛ mpo no, na bɔne no sõ paa. Nanso ebia ɔbɛpa yɛn kyɛw na wasrɛ sɛ yɛmfa nkyɛ no. Ɛtɔ da nso a, wobɛhwɛ na watwii n’ani. Ne nyinaa mu no, yebetumi de akyɛ no, kyerɛ sɛ yɛrennya ne ho menasepɔw anaa yɛremfa ne ho abufuw nhyɛ yɛn mu. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnna fam sɛ yɛbɛyɛ wei. Ebia ebegye bere ne mmɔdenbɔ ansa na yɛatumi de akyɛ onii no, ɛnkanka sɛ nea ɔyɛe no haw yɛn paa a. Ɔwɛn-Aban a ɛbaa September 15, 1994 no ka sɛ: “Sɛ wode ɔbɔnefo bi bɔne firi no a, eyi nkyerɛ sɛ woreboa bɔne no. Wɔ Kristoni fam no, bɔne fafiri kyerɛ ahotoso mu a ofi gyaw asɛm no ma Yehowa. Ɔne amansan nyinaa Temmufo a ɔteɛ no, na obebu atɛntrenee wɔ bere a ɛsɛ mu.” w22.06 9 ¶6-7

Benada, May 7

Fa w’ani to Yehowa so.—Dw. 27:14.

Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ yɛn bere yi so no, ɔbɛboaboa nnipa a wofi aman ne mmusuakuw ne kasa nyinaa mu ano ama wɔde baakoyɛ asom Onyankopɔn. Ɛnnɛ, saa nnipakuw soronko yi na wɔfrɛ wɔn “nnipakuw kɛse” no. (Adi. 7:​9, 10) Ɛwom, saa nnipakuw yi mufo yɛ mmarima, mmea ne mmofra a wofi wiase afanan nyinaa, nanso wɔte sɛ abusua baako a asomdwoe ne baakoyɛ wɔ wɔn ntam. (Dw. 133:1; Yoh. 10:16) Wiase papa bi a wɔn ani da so no, obiara a ɔpɛ sɛ ɔte ho asɛm no, bere nyinaa wɔayɛ krado sɛ wɔbɛka bi akyerɛ no. (Mat. 28:​19, 20; Adi. 14:​6, 7; 22:17) Sɛ woka nnipakuw kɛse no ho a, ɛda adi sɛ saa anidaso no som bo ma wo paa. Ɔbonsam mpɛ sɛ wugye di sɛ daakye papa bi wɔ hɔ. Ne botae ne sɛ ɔbɛma woagye adi sɛ Yehowa renni ne bɔhyɛ so. Sɛ Satan tumi ma yenya adwene sɛ daakye papa biara nni hɔ a, yɛn abam bebu, na ebi mpo a yebegyae Yehowa som. w22.06 20-21 ¶2-3

Wukuda, May 8

Saa anidaso a yɛwɔ yi, ɛte sɛ sɛkyɛ ma ɔkra; etim hɔ na enhinhim.—Heb. 6:19.

Anidaso a yɛwɔ no boa yɛn, na yɛn ani so antan yɛn, efisɛ yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ koraa, mmere pa bɛba. Kae sɛ, Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ nkurɔfo bɛtan yɛn ani. (Yoh. 15:20) Enti, daakye ho anidaso a yɛwɔ no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so asom Yehowa. Hwɛ sɛnea anidaso boaa Yesu ma ogyinaa pintinn, ɛmfa ho sɛ na onim sɛ wobekum no yayaayaw no. Pentekoste afe 33 Y.B. no, ɔsomafo Petro faa nkɔmhyɛ bi a ɛwɔ Nnwom nhoma no mu asɛm kae. Ɛma yehu sɛnea na Yesu benya ahotoso na ɔremmɔ hu. Ɛhɔ ka sɛ: “Mɛtena anidaso mu; efisɛ worennyaw me wɔ Ɔdamoa mu, na woremma nea odi nokware ma wo no mporɔw. . . . Wobɛma manya anigye kɛse wɔ w’anim.” (Aso. 2:​25-28; Dw. 16:​8-11) Na Yesu wɔ anidaso paa sɛ Onyankopɔn benyan no, na ɔde anigye asan akɔka n’Agya ho wɔ soro.—Heb. 12:​2, 3. w22.10 25 ¶4-5

Yawda, May 9

Yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.—Yak. 3:2.

Bere bi, n’asomafo no mmienu, Yakobo ne Yohane maa wɔn maame kɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn dibea wɔ Ahenni no mu. (Mat. 20:​20, 21) Wei a Yakobo ne Yohane yɛe no kyerɛ sɛ na wɔyɛ ahomaso ne anuonyampɛ. (Mmeb. 16:18) Ɛnyɛ Yakobo ne Yohane nko ara na wɔdaa suban bɔne adi saa bere no. Hwɛ nea asomafo a aka no yɛe wɔ asɛm no ho: “Bere a edu a aka no tee no, wɔn bo fuw anuanom baanu no.” (Mat. 20:24) Yɛhwɛ a, ɛbɛyɛ sɛ asomafo a aka no ne Yakobo ne Yohane kekaa bi kyerɛɛ wɔn ho. Dɛn na Yesu yɛe wɔ nea esii no ho? Wamma ne bo amfuw. Wanka sɛ ɔrekɔhwehwɛ mmarima a obetumi atete wɔn ma wɔabɛyɛ asomafo papa, kyerɛ sɛ, mmarima a wɔbrɛ wɔn ho ase paa a wɔbɛda adɔ adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho bere nyinaa. Mmom, Yesu too ne bo ase ne saa mmarima a wɔwɔ koma pa yi susuw nsɛm ho. (Mat. 20:​25-28) Ɔkɔɔ so yɛɛ wɔn brɛbrɛ. w23.03 28-29 ¶10-13

Fida, May 10

Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm abua nea otwa me adapaa.—Mmeb. 27:11.

Woatumi ayɛ nneɛma pii. Woayere wo ho asua Bible no. Ebi mpo a, wode mfe bebree na ayɛ saa. Nea woasua no ama woabegye adi sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm. Ɛno da nkyɛn a, Onii a ɔma wɔkyerɛw Bible no, woabehu no, na woanya ɔdɔ ama no. Ɔdɔ a wunya maa Yehowa no kɔɔ so nyinii, enti seesei woahyira wo ho so abɔ asu abɛyɛ ne somfo. Hwɛ ne fɛ! Yegye di sɛ, ansa na worebɔ asu no, wuhyiaa wo gyidi ho sɔhwɛ pii. Nanso worenya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu yi, wubehyia sɔhwɛ afoforo. Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no, Satan bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ano adwo, sɛnea ɛbɛyɛ a wubegyae Yehowa som. (Efe. 4:14) Nanso mma biribi a ɛte saa nto wo. Woahyɛ Yehowa bɔ sɛ wobɛsom no. Enti dɛn na ɛbɛboa wo ma woakɔ so adi no nokware? Ɛsɛ sɛ wokɔ so nya nkɔso bɛyɛ Kristoni a ne ho akokwaw.—Heb. 6:1. w22.08 2 ¶1-2

Memeneda, May 11

Di wo papa ne wo maame ni, sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo no, na woanyin akyɛ na asi wo yiye.—Deut. 5:16.

Ɛsɛ sɛ abusua no muni biara hwɛ na wanyi abusua no mufo kokoam nsɛm adi. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia na Kristoni bea bi nneyɛe bi yɛ ne kunu anika. Wohwɛ a, eye sɛ ɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo de ahyɛ ne yere no aniwu anaa? Daabi! Esiane sɛ ɔdɔ ne yere nti, ɔrenyɛ biribi a ɛbɛma ne yere adi yaw. (Efe. 5:33) Mmabun pɛ sɛ nkurɔfo bu wɔn. Wei yɛ biribi a ɛnsɛ sɛ awofo werɛ fi. Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ wɔn mma mfomso dawuru de gu wɔn anim ase. (Kol. 3:21) Ɛsɛ sɛ mmofra yɛ anifere, na abusua no mufo ho nsɛm a ebegu wɔn anim ase no, wɔanyi no adi. Sɛ abusua no muni biara yɛ ne fam de, na wanyi abusua no mufo kokoam nsɛm adi a, ɛma ɔdɔ a ɛwɔ wɔn ntam no mu yɛ den. w22.09 10 ¶9

Kwasida, May 12

Hiob, tie eyi; yɛ komm, na tɔ wo bo ase dwinnwen Onyankopɔn anwonwadwuma ho.—Hiob 37:14.

Yehowa ne Hiob kasae, na ɔma ohui sɛ oyi ne yam hwɛ n’abɔde. Ɔkaa mmoa a wɔn ho yɛ hu bebree ho asɛm. (Hiob 38:​1, 2; 39:​9, 13, 19, 27; 40:15; 41:​1, 2) Afei nso, Yehowa nam aberante nokwafo bi a ne din de Elihu so hyɛɛ Hiob den, na ɔkyekyee ne werɛ. Elihu maa Hiob nyaa awerɛhyem sɛ, Yehowa somfo biara a omia n’ani gyina sɔhwɛ mu no, ohyira no. Nanso Yehowa maa Elihu teɛɛ Hiob adwene nso. Elihu boaa Hiob ma osusuw nneɛma ho kɔɔ akyiri; ɔkaee no sɛ Yehowa ne amansan Bɔfo no, na sɛ yɛde yɛn ho toto no a, yɛyɛ nkyene a na yɛayera mu. Yehowa maa Hiob adwuma bi nso sɛ ɔnyɛ; ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ mpae mma ne nnamfo mmiɛnsa a wɔayɛ bɔne no. (Hiob 42:​8-10) Ɛnnɛ, sɛ yɛn nso yehyia sɔhwɛ a emu yɛ den a, dɛn na Yehowa yɛ de boa yɛn? Yehowa ne yɛn nkasa tee sɛnea ɔne Hiob kasae no, mmom, ɔnam n’Asɛm Bible no so na ɛkasa kyerɛ yɛn.—Rom. 15:4. w22.08 11 ¶10-11

Dwoda, May 13

Ɛyɛ papa sɛ worenwe nam anaa worennom nsã anaa worenyɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.—Rom. 14:21.

Asafo a na ɛwɔ Roma no, na Yudafo ne Amanaman mufo nyinaa bi wom. Bere a Mose Mmara no baa awiei no, nnuan bi a na anka wɔabara no, afei de na obiara betumi adi. (Mar. 7:19) Efi saa bere no rekɔ no, Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo no mu bi tee nka sɛ wobetumi adi aduan biara a wɔpɛ. Nanso Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo no binom de, wɔtee nka sɛ ɛnyɛ papa sɛ wobedi nnuan a ɛte saa. Wei de mpaapaemu baa asafo no mu. Ɔsomafo Paul sii so dua sɛ ɛho hia paa sɛ wɔma asomdwoe di hene. Paul boaa ne mfɛfo gyidifo ma wobehui sɛ mpaapaemu a ɛte saa betumi de ɔhaw abrɛ ankorankoro ne asafo mu no nyinaa. (Rom. 14:​19, 20) Ná ɔno ara nso wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ nsakrae biara a ehia na wanto afoforo hintidua. (1 Kor. 9:​19-22) Yɛn nso, nneɛma a ɛsono gyinae a obiara besi wɔ ho no, sɛ yɛantwe no twann a, yɛbɛhyɛ afoforo den, na aboa ma asomdwoe atena yɛne wɔn ntam. w22.08 22 ¶7

Benada, May 14

‘Yehowa dɔ wɔn a wɔyɛ adetrenee.’—Mmeb. 15:9.

Sɛ yɛde botae pɔtee bi si yɛn ani so wɔ Yehowa som mu a, yɛkɔ so ara yere yɛn ho sɛ yebedu ho. Saa ara na adetrenee a yɛbɛyɛ nso te. Yehowa nso benya yɛn ho abotare aboa yɛn ma yɛde nkakrankakra anya nkɔso. (Dw. 84:​5, 7) Dɔ a Yehowa dɔ yɛn nti, ɔma yehu sɛ adetrenee a yɛbɛyɛ no nyɛ adesoa. (1 Yoh. 5:3) Mmom, onim sɛ, sɛ yɛyɛ adetrenee a ɛbɔ yɛn ho ban, na yehia ahobammɔ a ɛte saa da biara. Kae honhom fam akode a ɔsomafo Paul kaa ho asɛm no. (Efe. 6:​14-18) Ne fã bɛn na ɛbɔ ɔsraani koma ho ban? Ɛyɛ ‘trenee nkatabo’ a egyina hɔ ma Yehowa mmara a ɛteɛ no. Sɛnea nkatabo bɔ koma ankasa ho ban no, saa ara na Yehowa mmara a ɛteɛ no nso betumi abɔ yɛn koma ho ban. Enti, yɛ nea wubetumi biara na hwɛ hu sɛ, trenee nkatabo no ka w’akode no ho!—Mmeb. 4:23. w22.08 29 ¶13-14

Wukuda, May 15

Yɛn Nyankopɔn asɛm de, etim hɔ daa.—Yes. 40:8.

Onyankopɔn Asɛm ama mmarima ne mmea anokwafo anya akwankyerɛ pa mfe mpempem pii ni. Dɛn na ama wei atumi ayɛ yiye saa? Yehowa hwɛe sɛ ɔbɛma ebinom ahwɛ nhoma kronkron a na ɛwɔ hɔ no so akyerɛw bi. Ɛwom, akyerɛwfo a wɔhwɛɛ Bible no so kyerɛw bi no, na wɔtɔ sin, nanso wɔyɛɛ ahwɛyiye paa. Nhomanimfo bi kaa Hebri Kyerɛwnsɛm no ho asɛm sɛ: “Yebetumi asi no pi aka sɛ tete nhoma biara nni hɔ a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi pɛpɛɛpɛ te sɛ Bible no.” Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ, nea yɛkenkan wɔ Bible mu no yɛ Yehowa a Bible no fi ne hɔ no nsɛm. “Akyɛde pa ne akyɛde a edi mu biara” fi Yehowa hɔ. (Yak. 1:17) Akyɛde a ɛsen biara a Yehowa de ama yɛn no, Bible yɛ emu baako. Sɛ obi kyɛ yɛn ade a, ɛma yehu sɛ onii no nim yɛn paa, na onim nea yehia nso. Nea ɔde Bible no maa yɛn no, saa ara na yebetumi aka afa ɔno nso ho. Sɛ yɛkenkan Bible no a, ɛma yehu nneɛma pii fa Yehowa ho. Ɛma yehu sɛ onim yɛn paa, na onim nea yehia nso. w23.02 2-3 ¶3-4

Yawda, May 16

Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asaase so ma.—Yes. 11:9.

Sɛ owusɔre no fi ase wɔ asaase so wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu a, anigyesɛm a ɛbɛkɔ so de, ɛbɛyɛ krabɛhwɛ! Wɔn a wɔn adɔfo awuwu nyinaa, wonyae a anka wɔasan ahu wɔn bio. Saa ara na Yehowa nso te nka. (Hiob 14:15) Adɔfo a ɛbɛsan ahyia bio wɔ asaase so saa bere no de, ɛsɛ w’ani! “Atreneefo” a wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu no benya “nkwa wusɔre.” (Aso. 24:15; Yoh. 5:29) Wɔn a wobedi kan anyan wɔn aba asaase so no, ebia yɛn adɔfo bebree bɛka ho. Bio nso, “wɔn a wɔnyɛ atreneefo,” te sɛ wɔn a wɔannya hokwan amfa ansua Yehowa ho ade, anaa wɔannya hokwan amfa nokwaredi ansom Yehowa ansa na wɔrewu no, wobenya “atemmu wusɔre.” Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn a wobenyan wɔn no nyinaa. (Yes. 26:9; 61:11) Enti, ebehia sɛ nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse bi kɔ so.—Yes. 11:10. w22.09 20 ¶1-2

Fida, May 17

Ɔno ne Onyankopɔn teasefo no.—Dan. 6:26.

Sɛ ahemfo ka wɔn ntama bɔ ano mpo a, Yehowa ama yɛahu sɛ ɔwɔ wɔn so tumi. Ɔko maa Israelfo no, na ɔboaa wɔn ma wɔko faa Bɔhyɛ Asaase no fã kɛse no ara. (Yos. 11:​4-6, 20; 12:​1, 7, 24) Yehowa ama ada adi mpɛn pii sɛ ɔno ne Opumpuni no! Bere a Babilon hene Nebukadnesar de ‘ɔno ara n’ahoɔden, ne tumi, ne n’anuonyam’ hoahoaa ne ho, na wammrɛ ne ho ase annye antom sɛ Yehowa na ɔfata ayeyi no, Yehowa ma ɔbɔɔ dam. Bere a Nebukadnesar adwene san baa fie no, ‘oyii Ɔsorosoroni no ayɛ,’ na ogye toom sɛ Yehowa “tumi yɛ tumi a ɛwɔ hɔ daa.” Ɔde kaa ho sɛ: “Obiara nni hɔ a obetumi asiw no kwan.” (Dan. 4:​30, 33-35) Odwontofo no kaa sɛ: “Anigye ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa; nnipa a wapaw wɔn sɛ n’agyapade.” (Dw. 33:12) Wei ma yehu sɛ yɛwɔ nnyinaso pa bi nti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di nokware ma Yehowa! w22.10 16 ¶13-15

Memeneda, May 18

‘W’asɛm yɛ nokware.’—Dw. 119:160.

Bible nkɔmhyɛ pii a aba mu dedaw no ma yenya awerɛhyem paa sɛ, Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa daakye ho no nso bɛbam. Yɛne odwontofo a ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “M’ani agyina wo nkwagye; efisɛ m’ani da w’asɛm so” no yɛ adwene. (Dw. 119:81) Yehowa nam Bible no so ama yɛanya “daakye ne anidaso.” (Yer. 29:11) Yehowa bɔhyɛ na ama yɛanya daakye ho anidaso na ɛnyɛ nnipa mmɔdenbɔ. Momma yɛnkɔ so nyere yɛn ho nsua Bible nkɔmhyɛ mfa nkyerɛ sɛ yɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu ahotoso. Ade foforo nti a yebetumi de yɛn ho ato Bible no so ne sɛ, sɛ nkurɔfo de emu afotu yɛ adwuma a, ɛboa wɔn. (Dw. 119:​66, 138) Ɛho nhwɛso ne sɛ, awarefo binom a anka wɔn aware reyɛ agu no, seesei wɔasan aka abom ama wɔn ani agye. Wɔn mma ani gye ho sɛ wɔn awofo a wɔyɛ Kristofo retete wɔn wɔ ɔdɔ mu na wɔrehwɛ wɔn.—Efe. 5:​22-29. w23.01 5 ¶12-13

Kwasida, May 19

Munni ahurusi wɔ anidaso no mu.—Rom. 12:12.

Bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a abam no, dwinnwen sɛnea aboa wo no ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu hyɛɛ bɔ sɛ n’Agya bɛhwɛ ama wo nsa aka nea wuhia wɔ asetenam. (Mat. 6:​32, 33) Yesu asan ama wo awerɛhyem sɛ, sɛ wosrɛ Yehowa sɛ ɔmma wo honhom kronkron a, ɔde bɛma wo. (Luka 11:13) Yehowa adi saa bɔhyɛ no so. Ebia w’ankasa nso wokae biribi a Yehowa ayɛ ama wo de akyerɛ sɛ wadi ne bɔhyɛ so. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wahyɛ bɔ sɛ ɔde wo bɔne bɛkyɛ wo, ɔbɛkyekye wo werɛ, na ɔbɛma wo nea wuhia a ɛbɛma woatumi abɛn no. (Mat. 6:14; 24:45; 2 Kor. 1:3) Nea Onyankopɔn ayɛ ama wo dedaw no, sɛ wudwinnwen ho a, ɛbɛma woagye adi paa sɛ, nea waka sɛ ɔbɛyɛ ama wo daakye no nso, ɔbɛyɛ. Yegye di paa sɛ Yehowa bɛhwɛ ama ne bɔhyɛ nyinaa aba mu. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Anigye ne onipa a . . . n’anidaso ne Yehowa, ne Nyankopɔn, . . . Ɔno na odi nokware bere nyinaa.”—Dw. 146:​5, 6. w22.10 28 ¶15, 17

Dwoda, May 20

Yehowa bɛhyerɛn wo so.—Yes. 60:2.

Nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsan ama nokware som so no, ɛfa yɛn ho nnɛ anaa? Yiw, ɛfa yɛn ho paa! Adɛn nti na yɛreka saa? Efi afe 1919 Y.B. no, nnipa ɔpepem pii ne Babilon Kɛse a egyina hɔ ma atorosom a ɛwɔ wiase nyinaa no atetew mu. Wɔde wɔn aba baabi a eye koraa kyɛn Bɔhyɛ Asaase a wɔde maa Israelfo no. Wɔde wɔn aba honhom fam paradise. (Yes. 51:3; 66:8) Efi afe 1919 Y.B. no, Kristofo a wɔasra wɔn no te honhom fam paradise bi mu. Nkakrankakra “nguan foforo” a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtena asaase so no nso akɔtena saa honhom fam asaase yi so bi, na Yehowa rehyira wɔn paa. (Yoh. 10:16; Yes. 25:6; 65:13) Honhom fam paradise a yɛte mu no, ɛwɔ wiase baabiara. Ɛnnɛ, ɛmfa ho baabiara a yɛte wɔ asaase so no, sɛ yɛtaa nokware som akyi a, ɛkyerɛ sɛ yɛte honhom fam paradise no mu. w22.11 11-12 ¶12-15

Benada, May 21

O Yehowa, wunni hɔ fi tete anaa? O me Nyankopɔn, me Kronkronni, wunwu da.—Hab. 1:12.

Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛte ase sɛ efi tete nyinaa Yehowa yɛ “daa” Nyankopɔn anaa? (Yes. 40:28) Sɛ wote nka saa a, ɛnyɛ nwanwa. Elihu kaa Nyankopɔn ho asɛm sɛ: “Mfe a wadi nso, yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu.” (Hiob 36:26) Sɛ yɛnte biribi ase a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛnyɛ nokware. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛnea hann te no, ebia yɛnte ase papa; wei kyerɛ sɛ hann nni hɔ anaa? Ɛnte saa koraa! Nnipa nso, sɛnea Yehowa nwu da anaa ɔwɔ hɔ daa no, ebia yɛrentumi nte ase nwie da. Nanso wei nkyerɛ sɛ wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ daa no nyɛ nokware. Nea ɛyɛ den ma nnipa sɛ wɔbɛte ase no, Ɔbɔadeɛ no de, ɛnyɛ ɔhaw koraa mma no. (Rom. 11:​33-36) Afei nso, na ɔwɔ hɔ ansa na amansan yi ne biribiara a ɛwom te sɛ awia ne nsoromma reba. Ampa, na ɔwɔ hɔ ansa na ‘ɔretrɛw ɔsoro mu.’ —Yer. 51:15. w22.12 2-3 ¶3-4

Wukuda, May 22

Ma me mpaebɔ nyɛ sɛ aduhuam a wɔafra no yiye de aba w’anim.—Dw. 141:2.

Ɛtɔ da a, wotumi ka kyerɛ yɛn sɛ yenni anim mmɔ mpae. Ebia onuawa bi a ɔreyɛ Bible adesua bɛka akyerɛ onuawa a ɔka ne ho sɛ onni anim mma wɔmmɔ mpae. Ebia onuawa a ɔka ne ho no nnim Bible suani no yiye, enti ebia n’ani begye ho sɛ ɔbɛbɔ mpae a wɔde bewie adesua no mmom. Ɛno betumi ama ayɛ mmerɛw sɛ ɔbɛbɔ mpae no ama afa osuani no ho. Ebia wɔbɛka akyerɛ onua bi sɛ ɔmmɔ mpae wɔ asɛnka nhyiam ase anaa adesua ase. Anuanom a wonya saa hokwan no, ɛsɛ sɛ wɔma botae nti a yɛahyiam no tena wɔn adwenem. Ɛnsɛ sɛ yɛde mpaebɔ tu asafo no fo anaa yɛma ɛdan nkaebɔ. Asafo nhyiam dodow no ara simma nnum na wɔatwa ama dwom ne mpaebɔ. Enti onua a ɔrebɔ mpae no, ɛnsɛ sɛ ne kasa yɛ tenten, ɛnkanka bere a ɔrebɔ mpae ama yɛde afi adesua ase no.—Mat. 6:7. w22.07 24 ¶17-18

Yawda, May 23

Mobɛte ɔko, ne ɔko ho nsɛm. Monhwɛ na moammɔ hu, efisɛ ɛsɛ sɛ eyinom sisi, nanso na awiei no nnya nnui.—Mat. 24:6.

Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ awiei mmere no mu no, nsanyare a edi awu anaa nyarewa bebree “bɛba mmeaemmeae.” (Luka 21:11) Sɛn na wei a yenim no ma yenya asomdwoe? Sɛ yare tew si baabi a, ɛnyɛ yɛn nwanwa. Yehu sɛ nea Yesu kae no ara na ɛreba mu no. Enti ɛsɛ sɛ yɛde afotu a Yesu de maa wɔn a ɛte awiei mmere no mu no yɛ adwuma. Ɔkaa sɛ: “Monhwɛ na moammɔ hu.” Sɛ yare tew si baabi a, ɛnyɛ dɛn ara a, nneɛma a woyɛ no daa no bi ho bɛka, nanso hwɛ na antwitware kokoam adesua a wobɛyɛ ne asafo nhyiam a wobɛkɔ mu. Osuahu ahorow a ɛwɔ asafo nhoma ne video ahorow mu no bɛkae wo sɛ, ɛmfa ho sɛ wo nuanom nso rehyia sɔhwɛ a worehyia no bi no, wɔda so ara de nokwaredi resom Yehowa. w22.12 17 ¶4, 6

Fida, May 24

‘Asiane tumi to obiara.’—Ɔsɛnk. 9:11.

Agya panyin Yakob ma ɛdaa adi sɛ ɔdɔ ne ba Yosef papaapa. (Gen. 37:​3, 4) Ɛno nti, Yakob mma mmarima mpanyimfo no ani beree wɔn nua no. Bere a wɔnyaa hokwan no, wɔtɔn Yosef maa Midianfo aguadifo bi. Saa aguadifo no de Yosef twaa kwantenten kɔɔ Egypt, na wɔn nso kɔtɔn no maa Potifar a ɔyɛ Farao awɛmfo so panyin no. Yosef asetena sesae prɛko pɛ; obi a na ɔyɛ ne papa dɔba, ɛnna afei de wabɛyɛ Egyptni bi akoa yi! (Gen. 39:1) Ɛtɔ da a, ɔhaw anaa sɔhwɛ a “nnipa nyinaa” hyia no, yɛn nso yehyia bi. (1 Kor. 10:13) Ɛtɔ da nso a, Yesu asuafo a yɛyɛ kɛkɛ nti, yebetumi ahu amane. Ebia yɛn gyidi nti, nkurɔfo bɛserew yɛn, wɔbɛsɔre atia yɛn, anaa wɔbɛtan yɛn ani mpo. (2 Tim. 3:12) Sɔhwɛ biara a wubehyia no, Yehowa betumi ama asi wo yiye. w23.01 14-15 ¶3-4

Memeneda, May 25

Sɛ anyina nni hɔ a, ogya dum.—Mmeb. 26:20.

Sɛ yɛn nua bi yɛ biribi tia yɛn a, ɛtɔ mmere bi a, ebia yɛbɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ ne nkyɛn ne no kosiesie. Nanso ansa na yɛbɛyɛ saa no, yebetumi abisa yɛn ho nsɛm a edidi so yi: ‘Minim asɛm no ani so yiye?’ (Mmeb. 18:13) ‘Ebetumi aba sɛ wanhyɛ da na ɔyɛe anaa?’ (Ɔsɛnk. 7:20) ‘Me nso madi mfomso a ɛte saa pɛn anaa?’ (Ɔsɛnk. 7:​21, 22) ‘Sɛ meyɛ sɛ me ne no rekosiesie a, ɛbɛsɛe asɛm no koraa anaa?’ Sɛ yegye bere dwinnwen nsɛmmisa a ɛtete saa ho a, ebia ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nua no bɛka yɛn na yɛabu yɛn ani agu nea wayɛ yɛn no so. Sɛ yɛn mu biara da ɔdɔ kann adi kyerɛ ne yɔnko ɛmfa ho mfomso a ɛwɔ ne ho a, ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ Yesu akyidifo anokwafo. Yɛyɛ saa a, yebetumi aboa ebinom ma wɔabehu nokwaresom na wɔabɛka yɛn ho ma yɛasom Yehowa. Momma yensi yɛn bo sɛ, ɔdɔ a ɛma yehu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo no, yɛbɛkɔ so ada no adi. w23.03 31 ¶18-19

Kwasida, May 26

Onyankopɔn ne dɔ.—1 Yoh. 4:8.

Bible ma yehu sɛ Yehowa su ahorow no, nea ɛyɛ kɛse paa ne ɔdɔ. Esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn nti, nea yenhia wɔ Bible no mu no, wamfa anka ho. (Yoh. 21:25) Ɔkwan a Yehowa fa so ne yɛn di nkitaho no nso kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn, efisɛ odi yɛn ni. Yɛhwɛ Bible mu a, ɔnhyehyɛɛ mmara buburugyaa mmaa yɛn, kyerɛ sɛ, ɔnhyɛɛ mmara wɔ biribiara a yɛyɛ wɔ yɛn asetena mu ho. Mmom, ɔnam ebinom asetenam nsɛm so, nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwanwa ne afotu pa so ma yesisi gyinae pa. Onyankopɔn Asɛm kanyan yɛn wɔ saa akwan yi so ma yefi yɛn komam dɔ no, na yetie no. Bible ma yehu sɛ Yehowa dwen yɛn ho paa. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ Onyankopɔn Asɛm ma yehu nea nnipa a ɛka wɔn ho asɛm no faa mu. Yebetumi ate wɔn ase, efisɛ na wɔyɛ nnipa a ‘wɔwɔ atenka te sɛ yɛn ara.’ (Yak. 5:17) Ne titiriw paa no, sɛ yɛhwɛ sɛnea ɔne nnipa a ɛte sɛ yɛn no dii a, ɛma yɛte ase yiye sɛ “Yehowa wɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu.”—Yak. 5:11. w23.02 6 ¶13-15

Dwoda, May 27

Mo ani nna hɔ na monwɛn!—1 Pet. 5:8.

Nhoma a etwa to wɔ Bible mu no fi ase sɛ: “Yesu Kristo adiyisɛm; Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba ntɛm.” (Adi. 1:1) Enti nea ɛresisi wɔ wiase nnɛ, a ebetumi ama yɛahu sɛ Bible nkɔmhyɛ reba mu no, ɛho hia yɛn paa. Ebia yɛn ho bɛpere yɛn sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho bɛbɔ nsɛm a ɛte saa ho nkɔmmɔ. Sɛ yɛne nkurɔfo resusuw Bible nkɔmhyɛ ho a, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka nea ebesi daakye. Adɛn ntia? Efisɛ yɛmpɛ sɛ yɛbɛka biribiara a ɛde mpaepaemu bɛba asafo no mu. Ebia yɛbɛte sɛ wiase atumfoɔ no reka sɛnea wɔbetumi ama ɔko agyae wɔ baabi, na wɔama asomdwoe ne ahotɔ aba. Sɛ́ anka yɛbɛbɔ yɛn tirim aka sɛ saa asɛm no na ɛma nkɔmhyɛ a ɛwɔ 1 Tesalonikafo 5:3 ba mu no, ehia sɛ ntease a Yehowa ahyehyɛde no ama yɛanya nnansa yi no, yehu ɛno mmom. Sɛ yɛde nea yɛka ho asɛm biara gyina nhoma a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ so a, yɛboa ma asafo no yɛ baako wɔ “nsusuwii koro mu.”—1 Kor. 1:10; 4:6. w23.02 16 ¶4-5

Benada, May 28

Nokware, ahobrɛase ne trenee nti, tena wo pɔnkɔ so na ko, na wo nsa nifa bɛyɛ anwonwadwuma.—Dw. 45:4.

Adɛn nti na wodɔ Yesu Kristo? Yesu di nokware, ɔbrɛ ne ho ase, na ɔyɛ adetrenee. Enti sɛ wo nso wudi nokware na woyɛ adetrenee a, ɛkyerɛ sɛ wodɔ Yesu Kristo. Wo de, susuw sɛnea Yesu de akokoduru taa nokware no akyi na ɔyɛɛ adetrenee no ho hwɛ. (Yoh. 18:37) Ahobrɛase nso ɛ, sɛn na Yesu ma yehu sɛ ɛho hia? Yesu de ne nhwɛso kyerɛe sɛ ahobrɛase ho hia. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wanhyɛ ne ho anuonyam da; ɔde anuonyam a ɛsɛ fata nyinaa maa n’Agya. (Mar. 10:​17, 18; Yoh. 5:19) Wote nka sɛn wɔ Yesu ahobrɛase ho? Yegye di sɛ ɛkanyan wo sɛ dɔ Yesu, na di n’anammɔn akyi. Adɛn nti na Yesu brɛ ne ho ase? Efisɛ ɔdɔ n’Agya a ɔwɔ ahobrɛase no, na osuasua no. (Dw. 18:35; Heb. 1:3) Sɛnea Yesu da Yehowa suban adi pɛpɛɛpɛ no, ɛntwe wo mmɛn no anaa? w23.03 3-4 ¶6-7

Wukuda, May 29

Atreneefo ne wɔn a wɔnyɛ atreneefo bɛsɔre afi awufo mu.—Aso. 24:15.

Bible ma yehu nnipakuw mmienu bi a wobenyan wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wobetumi atena asaase so daa. Wɔne “atreneefo” ne “wɔn a wɔnyɛ atreneefo.” “Atreneefo” no ne wɔn a wɔde nokwaredi som Yehowa bere a wɔte ase no. Nanso “wɔn a wɔnyɛ atreneefo” no de, wɔamfa nokwaredi ansom Yehowa. Esiane sɛ akuw mmienu no nyinaa benya owusɔre nti, wohwɛ a, yebetumi aka sɛ wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu anaa? “Atreneefo” no de, ansa na wɔrewu no, na wɔakyerɛw wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu. Bere a wowui no, wohwɛ a wɔpopaa wɔn din fii nkwa nhoma no mu anaa? Daabi, efisɛ Yehowa ani so de, wɔda so “te ase.” Yehowa ‘nyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de, efisɛ n’ani so de, wɔn nyinaa te ase.’ (Luka 20:38) Wei kyerɛ sɛ bere a wobenyan atreneefo ama wɔabɛtena asaase so no, na wɔn din da so ara wɔ nkwa nhoma no mu. Nanso mfiase no, ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔde “pɛnsere” akyerɛw.—Luka 14:14. w22.09 16 ¶9-10

Yawda, May 30

Yehowa Nyankopɔn de ɔbarima no kɔtenaa Eden turom hɔ sɛ ɔnnɔw hɔ na ɔnhwɛ hɔ.—Gen. 2:15.

Nneɛma a Yehowa bɔe no, na ɔpɛ sɛ onipa a odii kan bɔɔ no no ani gye ho. Bere a Yehowa bɔɔ Adam no, ɔde no kɔtenaa paradise fɛfɛɛfɛ bi mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ mu adwuma na ɔntrɛw mu. (Gen. 2:​8, 9) Sɛ Adam hwɛ sɛnea aba fifi ne sɛnea nhwiren pae a, na ɛbɛma n’ani agye. Hokwan kɛse paa na Adam nyae sɛ ɔbɛhwɛ Eden turo no so! Afei nso, Yehowa ka kyerɛɛ Adam sɛ ɔntoto mmoa no nyinaa din. (Gen. 2:​19, 20) Anka Yehowa ankasa betumi atoto mmoa no din, nanso ɔde saa adwuma no hyɛɛ Adam nsa. Ɛda adi sɛ ansa na Adam retoto mmoa no din no, ɔtoo ne bo ase hwɛɛ sɛnea aboa biara su te ne sɛnea ɔyɛ n’ade. Ɛbɛyɛ sɛ Adam ani gyee saa adwuma yi ho paa. Yehowa nyansa, ne ne nsa ano adwuma a ɛyɛ fɛ na ɛyɛ krabɛhwɛ no, wei ma onyaa hokwan a ɔde bɛkyerɛ ho anisɔ kɛse. w23.03 15 ¶3

Fida, May 31

Ebebubu ahenni ahorow yi nyinaa asɛe no, na ɛno nko ara na ebegyina daa.—Dan. 2:44.

Sɛnea Bible hyɛɛ ho nkɔm no, ohoni no nan ase a egyina hɔ ma Anglo-Amerika no, ɛno ne wiase tumidi a etwa to. (Dan. 2:​31-33) Wiase tumidi foforo biara remmetu no ngu. Mmom, n’awiei bɛba prɛko pɛ efisɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛsɛe ɛne nnipa aban a aka nyinaa wɔ Armagedon. (Adi. 16:​13, 14, 16; 19:​19, 20) Sɛn na saa nkɔmhyɛ yi betumi aboa yɛn? Daniel nkɔmhyɛ no ma yenya adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ yɛte awiei bere no mu. Bɛboro mfe 2,500 a atwam no, Daniel ka too hɔ sɛ Babilon akyi no, wiase tumidi foforo nnan benya tumi kɛse wɔ Onyankopɔn nkurɔfo so. Afei nso, ɔde kaa ho sɛ, Anglo-Amerika Wiase Tumidi no na ɛbɛyɛ tumidi a etwa to. Wei ma yenya awerɛkyekye ne anidaso sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛpra wiase aban biara afi hɔ, na adi asaase nyinaa so. w22.07 4 ¶9; 5 ¶11-12

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena