June
Memeneda, June 1
Me honam nyinaa adɔre mmoawa, na dɔte atɔwatɔw ayɛ me ho nyinaa; kurodoso ayɛ me honam nyinaa, na ɛrefi nsu.—Hiob 7:5.
Ná Hiob ne Yehowa ntam yɛ kama. Ná ɔwɔ abusua kɛse a baakoyɛ wom, na na ɔwɔ sika paa. (Hiob 1:1-5) Nanso, da koro pɛ, ɛkame ayɛ sɛ Hiob biribiara fii ne nsa. Nea edi kan, n’agyapade nyinaa fii ne nsa. (Hiob 1:13-17) Afei ne mma a ɔdɔ wɔn nyinaa wuwui. Wohwɛ a, bere a Hiob ne ne yere tee sɛ dan adwiriw agu wɔn mma du no nyinaa so ama wɔawuwu no, wɔbɛte nka sɛn? Ɛbɛyɛ sɛ wɔn yam hyee wɔn, wɔn werɛ howee, na wɔn adwene tu frae. Ɛnyɛ nwonwa sɛ awerɛhow nti Hiob suan n’ataade mu, na ɔde n’anim butuw fam! (Hiob 1:18-20) Afei, Satan maa animguase-yare yayaayaw bi bɔɔ Hiob. (Hiob 2:6-8) Ansa na wei resi no, na Hiob kuromfo bu no paa. Ná nkurɔfo begye afotu wɔ ne hɔ. (Hiob 31:18) Nanso, seesei de, na wɔmfa no nyɛ hwee. Ne nuanom, ne nnamfo paa, ne ɔno ara ne nkoa mpo yii ne baako hyɛɛ ne nsa!—Hiob 19:13, 14, 16. w22.06 21 ¶5-6
Kwasida, June 2
‘Momma yennyin wɔ nneɛma nyinaa mu.’—Efe. 4:15.
Yɛn asubɔ akyi no, afotu a ɔsomafo Paul de kɔmaa ne mfɛfo gyidifo a na ɛwɔ Efeso no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de yɛ adwuma. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmɛyɛ Kristofo “mua.” (Efe. 4:13) Yɛbɛka no kwan foforo so a, ‘wonnya nkɔso’ mmɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw. Yɛrekasa yi, wodɔ Yehowa paa. Nanso wubetumi adɔ no bi aka ho. Wobɛyɛ no sɛn? Ɔsomafo Paul kaa ɔkwan baako a wobɛfa so ayɛ saa ho asɛm wɔ Filipifo 1:9. Paul bɔɔ mpae sɛ ɔdɔ a Filipifo no wɔ no “nkɔ so nyɛ kɛse.” Wei kyerɛ sɛ, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no betumi anyin. Yebetumi ayɛ saa a, etwa sɛ yenya “nokware nimdeɛ ne ntease a ɛkɔ akyiri.” Bere a yɛreyere yɛn ho hu Yehowa yiye no, na ɔdɔ a yɛwɔ ma no no reyɛ kɛse. Ɛno nso bɛma yɛakyerɛ ne su ne ɔkwan a ɔfa so yɛ nneɛma no ho anisɔ kɛse. Ɛba saa a, daa yɛbɛpɛ sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛsɔ n’ani, na ɛnyɛ nneɛma a ɛbɛma wadi yaw da. Yɛyere yɛn ho paa sɛ yebehu nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ ne sɛnea yɛbɛyɛ no. w22.08 3 ¶3-4
Dwoda, June 3
Yesu Kristo adiyisɛm; Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba ntɛm.—Adi. 1:1.
Nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, wɔankyerɛw amma nnipa nyinaa, mmom wɔkyerɛw maa yɛn a yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Yɛyɛ Onyankopɔn asomfo, enti sɛ yehu sɛ yɛka ho bi na ama nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu reba mu a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. Ɔsomafo Yohane a na ne mfe akɔ anim no kaa bere a emu nkɔmhyɛ bɛba mu no ho asɛm. Ɔkaa sɛ: “Mebaa Awurade da no mu wɔ honhom mu.” (Adi. 1:10) Bere a Yohane kyerɛw saa asɛm no bɛyɛ afe 96 Y.B. mu no, na “Awurade da no” nnya mmae koraa. (Mat. 25:14, 19; Luka 19:12) Nanso Bible nkɔmhyɛ ma yehu sɛ, saa da no fii ase afe 1914. Saa bere no na wosii Yesu Hene wɔ soro. Efi saa afe no reba no, Adiyisɛm no mu nkɔmhyɛ a ɛfa Onyankopɔn nkurɔfo ho no fii ase baa mu. Nokwasɛm ne sɛ, seesei yɛwɔ “Awurade da no” mu!—Adi. 1:3. w22.05 2 ¶2-3
Benada, June 4
‘Wɔkyeree akekaboa no ne atoro diyifo no.’—Adi. 19:20.
Afei wɔtow akekaboa no ne atoro diyifo no nyinaa guu ogya tare a sɔfe redɛw wom no mu animono. Wei kyerɛ sɛ, bere a aban ahorow yi tumidi da so gyina mu no, Onyankopɔn bɛsɛe wɔn afebɔɔ. Wei fa yɛn ho sɛn? Esiane sɛ yɛyɛ Kristofo nti, ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn nokware, na yɛtaa n’Ahenni no akyi. (Yoh. 18:36) Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho fɔrefɔre wiase amanyɔsɛm. Ebetumi ayɛ den paa ama yɛn sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi amanyɔsɛm ho, efisɛ aban a ɛwɔ wiase nyinaa pɛ sɛ wɔn manfo de wɔn kasa ne wɔn nneyɛe kyerɛ sɛ wɔtaa wɔn akyi denneennen. Wɔn a wɔbɛma aban no ahunahuna wɔn ma wɔde wɔn ho ahyɛ amanyɔsɛm mu no benya aboa no ahyɛnsode no bi. (Adi. 13:16, 17) Obiara nso a obegye saa ahyɛnsode no, Yehowa ne no bedi, na daa nkwa bɛbɔ no. (Adi. 14:9, 10; 20:4) Wei nti, sɛ aban ahorow no bɛyɛ dɛn oo, wɔbɛyɛ dɛn oo, ehia paa sɛ yɛn mu biara hwɛ yiye na wamfa ne ho anhyɛ amanyɔsɛm mu ketekete mpo! w22.05 10-11 ¶12-13
Wukuda, June 5
Woahu onipa a n’adwuma ho twa anaa? Ahemfo anim na obegyina; ɔrennyina onipa biara kɛkɛ anim.—Mmeb. 22:29.
Botae foforo nso a wubetumi de asi w’ani so ne sɛ wubesua adwuma bi a mfaso wɔ so. Sɛ yɛma yɛn ho kokwaw a, ɛbɛma yɛatumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu. Wo de, hwɛ adwumayɛfo paa a yehia na ama yɛatumi asisi Betel adan, Nhyiam Asa, ne Ahenni Asa. Adwumayɛfo yi mu bebree wɔ hɔ a, wɔne anuanom a wɔaben wɔ adwuma no mu boom yɛɛ adwuma, na wosuaa adwuma no fii wɔn nkyɛn. Nneɛma a ɛyɛ a ɛsɛesɛe wɔ Nhyiam Asa ne Ahenni Asa so no, anuanom mmea ne mmarima bi resua sɛnea wosiesie. Yehowa Nyankopɔn, “mmeresanten Hene” no ne Kristo Yesu, “ahemfo mu Hene” no nam saa kwan yi ne akwan foforo so de adwumayɛfo a wɔn adwuma ho twa reyɛ nneɛma akɛseakɛse. (1 Tim. 1:17; 6:15) Yɛpɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma. Afei nso, adwuma ho nimdeɛ biara a yɛwɔ no, yɛmpɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn ho anuonyam, mmom yɛpɛ sɛ yɛde hyɛ Yehowa anuonyam.—Yoh. 8:54. w22.04 24 ¶7; 25 ¶11
Yawda, June 6
Sika . . . bɔ onipa ho ban.—Ɔsɛnk. 7:12.
Ná Solomon wɔ sika paa; asetena pa a na ɔwom de, ɛsɛ w’ani. (1 Ahe. 10:7, 14, 15) Nanso Yesu de, na nneɛma a ɔwɔ nnɔɔso, na na onni ɔno ara ne fie. (Mat. 8:20) Nanso na wɔn mmienu nyinaa wɔ ahonyade ho adwempa, efisɛ wɔn nyinaa nyaa wɔn nyansa no fii Yehowa Nyankopɔn hɔ. Solomon kaa sɛ, sɛ yɛwɔ sika a, yetumi nya nneɛma a yehia wɔ asetena mu, na ɛtɔ da a, nea yɛpɛ mpo, ɛma yɛn nsa tumi ka bi. Nanso Solomon sika nyinaa akyi no, ohui sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a, ɛho hia koraa kyɛn sika. Ɛho nhwɛso ni. Ɔkaa sɛ: “Hwehwɛ din pa, na ɛnyɛ ahonyade pii.” (Mmeb. 22:1) Afei nso, Solomon hui sɛ wɔn a wɔn ani bere sika no, wɔn ani ntaa nsɔ nea wɔwɔ. (Ɔsɛnk. 5:10, 12) Ɔbɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ mma yɛmmfa yɛn werɛ nyinaa nnhyɛ sika mu, efisɛ sika biara a yɛwɔ no, ebetumi atu ayera da koro pɛ.—Mmeb. 23:4, 5. w22.05 21 ¶4-5
Fida, June 7
Yehowa de abotare retwɛn sɛ ɔbɛdom mo, na ɔbɛma ne ho so ahu mo mmɔbɔ. Efisɛ Yehowa yɛ atɛntrenee Nyankopɔn. Anigye ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.—Yes. 30:18.
Sɛ yedwinnwen sɛnea Yehowa ahyira yɛn nnɛ no ho a, ɛbɛma yɛne n’ayɔnkofa no mu ayɛ den. Afei nso, sɛ yedwinnwen nea Yehowa bɛyɛ ama yɛn daakye no ho a, ɛbɛma yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛsom no daa. Wei nyinaa bɛma yɛde anigye asom Yehowa nnɛ. Sɛ Yehowa de wiase bɔne yi reba awiei a, “ɔbɛma ne ho so” anaa ɔbɛkeka ne ho na watwitwa agye yɛn. “Yehowa yɛ atɛntrenee Nyankopɔn,” enti yɛwɔ awerɛhyem sɛ, sɛ da a ɔde bɛsɛe Satan wiase no so a, ɔremma da koro mpo mpa ho. (Yes. 25:9) Yɛde ntoboase retwɛn Yehowa nkwagye da no. Enkosi sɛ saa bere no bɛba no, yɛasi yɛn bo sɛ hokwan a yɛwɔ sɛ yɛbɔ mpae no, yɛrentoto no ase. Afei nso, yɛbɛyere yɛn ho asua Onyankopɔn Asɛm na yɛde abɔ yɛn bra, na yɛadwinnwen nhyira a yɛanya no ho. Yɛyɛ saa a, sɔhwɛ biara a yebehyia no, Yehowa bɛboa yɛn ma yɛde anigye agyina ano, na yɛasom no. w22.11 13 ¶18-19
Memeneda, June 8
Mpo wo maame akwankyerɛ.—Mmeb. 1:8.
Ɛwom sɛ Bible nka Timoteo asubɔ ho asɛm, nanso ɛnyɛ den sɛ yɛde yɛn adwene bebu sɛnea ne maame Eunike ani gyei da a Timoteo bɔɔ asu no. (Mmeb. 23:25) Ná Eunike atumi akyerɛkyerɛ ne ba no ma wabɛdɔ Yehowa ne ne Ba Yesu Kristo. Ná Timoteo awofo nni ɔsom baako mu. Ná ne papa yɛ Greeceni, na na ne maame ne ne nanabea yɛ Yudafo. (Aso. 16:1) Bere a Eunike ne Lois bɛyɛɛ Kristofo no, ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo yɛ aberantewaa. Nanso ne papa de, wammɛyɛ Kristoni. Ná Timoteo bedi ne papa anammɔn akyi anaa obedi ne maame anammɔn akyi? Ɛnnɛ nso, ɛnanom a wɔyɛ Kristofo dɔ wɔn mmusua. Nea ehia wɔn paa ne sɛ, wɔbɛboa wɔn mma ma wɔne Yehowa afa adamfo denneennen. Onyankopɔn nso ani sɔ wɔn mmɔdenbɔ no paa. (Mmeb. 1:8, 9) Yehowa aboa ɛnanom bebree ma wɔatumi akyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔaso nokware no mu. w22.04 16 ¶1-3
Kwasida, June 9
Onyankopɔn na ɔde hyɛɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne nsusuwii mmra mu.—Adi. 17:17.
Ɛrenkyɛ Yehowa de bɛhyɛ aban ahorow no komam “sɛ wɔmma ne nsusuwii mmra mu.” Ɛbɛkɔ akowie sɛn? Aban ahorow anaa “ahemfo du” no bɛtow ahyɛ atorosom ahyehyɛde ahorow no so na wɔasɛe no. (Adi. 17:1, 2, 12, 16) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Babilon Kɛse no awiei abɛn? Nea ɛbɛma yɛanya asɛmmisa yi ho mmuae no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ tete Babilon kurow no, nneɛma a na ɛbɔ ho ban no, baako ne asubɔnten kɛse a wɔfrɛ no Eufrate no. Adiyisɛm nhoma no de nnipa ɔpepem pii a wɔtaa Babilon Kɛse no akyi no toto “nsu” a ɛbɔ biribi ho ban ho. (Adi. 17:15) Nanso, ɛsan ma yehu sɛ nsu no ‘bɛyow.’ Wei kyerɛ sɛ, nnipa a wɔtaa atorosom akyi no mu pii bɛtwe wɔn ho afi atorosom ho. (Adi. 16:12) Ɛnnɛ, yehu sɛ saa nkɔmhyɛ no reba mu, efisɛ nnipa pii atwe wɔn ho afi atorosom ho de wɔn ani akyerɛ baabi foforo. w22.07 5-6 ¶14-15
Dwoda, June 10
Nea onhu nnipa mmɔbɔ no, ɔno nso wɔrenhu no mmɔbɔ wɔ atemmu mu. Mmɔborɔhunu tumi di nkonim wɔ atemmu so.—Yak. 2:13.
Sɛ yɛde bɔne kyɛ a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa mmɔborɔhunu. Mfatoho bi a Yesu mae mu no, ɔde Yehowa totoo owura bi ho. Ná owura no akoa bi de no ka kɛse bi a ɔtwe ne mu tann a ɔrentumi ntua, enti owura no de kyɛɛ no. Nanso saa akoa yi a ne wura huu no mmɔbɔ no, ɔno de, ne yɔnko akoa bi a ɔde no ka ketewa bi no, wanhu no mmɔbɔ. (Mat. 18:23-35) Dɛn na na Yesu pɛ sɛ yehu? Sɛ yɛn ani sɔ mmɔborɔhunu kɛse a Yehowa ayi no adi akyerɛ yɛn no a, ɛbɛka yɛn ma yɛde afoforo bɔne akyɛ wɔn. (Dw. 103:9) Mfe pii a atwam no, Ɔwɛn-Aban no kaa no sei: “Sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn mpɛn dodow sɛn mpo a, ɛrennu sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so yi mmɔborɔhunu adi kyerɛ yɛn na ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn no da.” Sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn a, Yehowa nso de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. Wɔn a wohu afoforo mmɔbɔ no, Yehowa nso hu wɔn mmɔbɔ. (Mat. 5:7) Yesu kaa wei ho asɛm pefee bere a ɔrekyerɛ n’asuafo sɛnea wɔbɛbɔ mpae no.—Mat. 6:14, 15. w22.06 10 ¶8-9
Benada, June 11
Ɛnam w’aseni so na asaase so aman nyinaa benya nhyira.—Gen. 22:18.
Yesu baa asaase so no, ɔdaa n’Agya suban adi pɛpɛɛpɛ. (Yoh. 14:9) Enti, yɛnam no so ahu Yehowa Nyankopɔn na ama yɛadɔ no. Sɛnea Yesu kyerɛ Kristofo asafo no kwan no, yenya so mfaso, na ne nkyerɛkyerɛ nso boa yɛn. Wakyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra na ama yɛasɔ Yehowa ani. Afei nso, Yesu wui nti, aboa yɛn nyinaa. Bere a Yehowa nyanee Yesu no, ogyee n’afɔre a edi mu a ‘ɛhohoro yɛn ho fi bɔne nyinaa ho’ no toom. (1 Yoh. 1:7) Seesei, Yesu yɛ Ɔhene a wahyɛ no anuonyam a ɔrentumi nwu da. Ɛrenkyɛ, ɔbɛpɛtɛw ɔwɔ no ti. (Gen. 3:15) Sɛ woyi Satan fi hɔ a, nnipa anokwafo ho bɛtɔ wɔn papa! Enkosi sɛ ɛbɛba mu no, mpa abaw. Yɛn Nyankopɔn no yɛ ɔnokwafo. Ɔbɛma “asaase so aman nyinaa” anya nhyira bebree. w22.07 18 ¶13; 19 ¶19
Wukuda, June 12
Yɛrentumi nguan saa amanehunu no.—1 Tes. 3:3.
Sɛ yɛde botae resisi yɛn ani so a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ fakaa. Adɛn ntia? Efisɛ yennim ɔkyena asɛm. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, na ɔsomafo Paul aboa ma wɔatew asafo foforo wɔ Tesalonika. Nanso, nea asɔretiafo bi yɛe nti, na ɛsɛ sɛ Paul fi kurow no mu. (Aso. 17:1-5, 10) Sɛ Paul amfi kurow no mu a, anka ɔde anuanom no nkwa bɛto asiane mu. Nanso Paul ampa abaw. Ohui sɛ mmere adane, enti ɛsɛ sɛ ɔno nso dane ne ho. Akyiri yi, ɔsomaa Timoteo kɔɔ Tesalonika sɛ ɔnkɔhyɛ anuanom a afei na na wɔabɛyɛ agyidifo no den. (1 Tes. 3:1, 2) Ɛbɛyɛ sɛ anuanom a ɛwɔ Tesalonika no ani gyei paa. Nea ɛtoo Paul wɔ Tesalonika no, yebetumi asua biribi afi mu. Ebia na yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yɛn nsa bɛka ɔsom hokwan bi. Nanso tebea bi a yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye nti, yɛn nsa ntumi nka. (Ɔsɛnk. 9:11) Sɛ worehyia ɔhaw a ɛte saa a, ɛnde fa botae foforo a wubetumi adu ho si w’ani so. w22.04 25-26 ¶14-15
Yawda, June 13
Anigye ne nea omia n’ani gyina sɔhwɛ mu.—Yak. 1:12.
Yehowa ama yɛanya anidaso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye, na ɛno kyekye yɛn werɛ. Momma yɛnhwɛ Bible mu nsɛm bi a ebetumi akyekye yɛn werɛ bere a yɛrehyia sɔhwɛ no. Yehowa ma yɛn awerɛhyem wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ biribiara, a sɔhwɛ a emu yɛ den mpo ka ho, ‘rentumi ntew yɛn mfi ne dɔ ho.’ (Rom. 8:38, 39) Ɔsan ma yɛn awerɛhyem sɛ ‘ɔbɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.’ (Dw. 145:18) Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ, sɛ yɛde yɛn ho to no so a, yebetumi agyina sɔhwɛ biara mu, na sɛ yɛrehu amane mpo a, yɛn ani betumi agye kakra. (1 Kor. 10:13; Yak. 1:2) Onyankopɔn Asɛm kae yɛn sɛ sɔhwɛ a yehyia no, ɛyɛ tiawa na ɛnkyɛ, efisɛ sɛ yɛde toto daa nkwa a ɔde bɛma yɛn no ho a, ennu ho hwee. (2 Kor. 4:16-18) Yehowa ma yɛn anidaso sɛ ɔbɛsɛe Satan Ɔbonsam ne wɔn a wosuasua n’akwammɔne no, efisɛ ɔhaw a yɛrefa mu nyinaa no, wɔn na akɔfa aba. (Dw. 37:10) Bible mu nsɛm a ɛkyekye yɛn werɛ a ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ a yebehyia daakye ano no, woakyere bi agu wo tirim anaa? w22.08 11 ¶11
Fida, June 14
Saa nneɛma yi na monkɔ so nnwen ho.—Filip. 4:8.
Ɛyɛ a ɛyɛ wo sɛ worentumi mfa Yehowa mmara a ɛteɛ no mmɔ wo bra da biara da anaa? Yehowa hyɛ bɔ sɛ yɛn trenee betumi “ayɛ sɛ po asorɔkye.” (Yes. 48:18) Fa no sɛ wugyina mpoano rehwɛ po asorɔkye, na wuhu sɛ ɛbɔ a ennyae da. Sɛ wugyina baabi a ɛhɔ yɛ anika saa a, ɛyɛ a ɛyɛ wo sɛ da koro anhwɛ a, po asorɔkye no begyae bɔ anaa? Daabi! Efisɛ wunim sɛ ɛrennyae bɔ da. Wo trenee betumi ayɛ sɛ po asorɔkye! Ɔkwan bɛn so? Sɛ worebesi gyinae bi a, di kan hwɛ Yehowa adwene wɔ ho, na ma ɛnkyerɛ wo kwan. Gyinae a worebesi no, sɛ ɛyɛ den sɛ dɛn mpo a, w’Agya a ɔdɔ wo no rennyaw wo da; ɔbɛhyɛ wo den na waboa wo ama woakɔ so de ne mmara a ɛteɛ no abɔ wo bra da biara da.—Yes. 40:29-31. w22.08 30 ¶15-17
Memeneda, June 15
Sɛ mfe 1,000 no ba awiei pɛ, wobeyi Satan afi n’afiase hɔ.—Adi. 20:7.
Sɛ mfe 1,000 no ba awiei a, wobegyaa Satan. Afei, ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa nnipa a wɔakɔ pɛyɛ mu no. Edu saa sɔhwɛ bere no a, nnipa a wɔakɔ pɛyɛ mu a wɔwɔ asaase so no nyinaa benya hokwan de akyerɛ paa sɛ wɔtaa Onyankopɔn tumidi akyi anaa. (Adi. 20:8-10) Nea wɔn mu biara bɛyɛ wɔ Satan nnaadaa no ho no, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔbɛkyerɛw wɔn din afebɔɔ wɔ nkwa nhoma no mu anaa wɔrenkyerɛw. Nnipa bi a yennim wɔn dodow bɛyɛ wɔn ade te sɛ Adam ne Hawa, na wɔapo Yehowa tumidi. Dɛn na ɛbɛto wɔn? Adiyisɛm 20:15 ka sɛ: “Obiara a wɔanhu no wɔ nkwa nhoma no mu no, wɔtow no too ogya tare no mu.” Yiw, wɔbɛsɛe atuatewfo yi afebɔɔ. Nanso adasamma a wɔakɔ pɛyɛ mu no, wɔn mu fa kɛse no ara bedi nkonim wɔ sɔhwɛ a etwa to no mu. w22.09 23-24 ¶15-16
Kwasida, June 16
Sɛ moantwa twetia sɛnea Mose amanne no te a, morentumi nnya nkwa.—Aso. 15:1.
Tete Kristofo asafo no mu no, ebinom gye gyinaa mu denneennen sɛ Amanaman mufo a wɔabɛyɛ Kristofo no ntwa twetia. Ebia wɔyɛɛ saa, na amma wɔn a enni asafo no mu ankasa antia wɔn. (Gal. 6:12) Ná Ɔsomafo Paul ne wɔn nyɛ adwene koraa, nanso wanka sɛ kyenkyen ara a, wonnye nea ɔreka no ntom. Mmom, ɔbrɛɛ ne ho ase kaa sɛ wɔmfa asɛm no nkɔdan asomafo ne mpanyimfo a ɛwɔ Yerusalem no. (Aso. 15:2) Sɛnea Paul dii asɛm no ho dwuma nti, ɛboaa Kristofo no ma wɔanyɛ biribiara amfa ansɛe anigye ne asomdwoe a na ɛwɔ asafo no mu no. (Aso. 15:30, 31) Sɛ asɛm bi si na ɛde akasakasa a emu yɛ den ba asafo no mu a, wɔn a Yehowa apaw wɔn sɛ wɔnhwɛ asafo no so no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwankyerɛ fi wɔn hɔ. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ asomdwoe tena asafo no mu. Mpɛn pii no, nhoma ahorow ne akwankyerɛ a asafo no de ma yɛn no, yebetumi anya akwankyerɛ a egyina Bible so afi mu. Sɛ yɛanyɛ nea yɛn ara yɛte nka sɛ eye wɔ yɛn ani so, na yɛde akwankyerɛ a wɔde ama yɛn no yɛ adwuma a, ɛbɛboa ama asomdwoe atena asafo no mu. w22.08 22 ¶8-9
Dwoda, June 17
Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa.—Mmeb. 17:17.
Ɔbra akwantu yi mu no, ɛtɔ da a, na yehia yɔnko berɛbo bi aka yɛn koma mu asɛm akyerɛ no. Nanso ɛtɔ mmere bi a na ayɛ den. Ebia na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛka yɛn koma mu asɛm akyerɛ obi, efisɛ yesuro sɛ anhwɛ a na ɔde akodi nkɔmmɔ. Ɛba saa na akyiri yi yɛte a, ebetumi ahaw yɛn paa. Nanso, sɛ yɛwɔ adamfo bi a onyi kokoam nsɛm adi a, ɛbɛyɛ yɛn dɛ paa! Mpanyimfo a wotumi kora kokoam nsɛm so no, ‘wɔyɛ mframa ano hintabea ne guankɔbea’ ma anuanom. (Yes. 32:2) Yensuro sɛ yebefi yɛn komam ne saa mmarima yi abɔ nkɔmmɔ, efisɛ yɛwɔ ahotoso sɛ nea yɛbɛka akyerɛ wɔn biara, wɔrenyi no adi. Ɛnsɛ sɛ yeguan wɔn ho sɛ wɔnka kokoam nsɛm nkyerɛ yɛn. Afei nso, yɛn ani sɔ asafo mu mpanyimfo yerenom, efisɛ wɔmfa kwan bi so mma wɔn kununom nka asafo no mufo kokoam nsɛm nkyerɛ wɔn. Sɛ ɔpanyin bi anka asafo no mufo kokoam nsɛm ankyerɛ ne yere a, na wadom no paa. w22.09 11 ¶10-11
Benada, June 18
Mene Onyankopɔn. Wɔbɛma me so wɔ amanaman mu.—Dw. 46:10.
Yebetumi anya ahotoso sɛ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no, Yehowa begye n’asomfo anokwafo. (Mat. 24:21; Dan. 12:1) Aman bi a wɔaka wɔn ho abom a wɔfrɛ wɔn Gog a ofi Magog no, sɛ ɔde anibere tow hyɛ Yehowa asomfo anokwafo a wɔwɔ wiase nyinaa no so a, Yehowa begye wɔn. Aman bi a wɔbɛka wɔn ho abom no, sɛ aman 193 a ɛwɔ Amanaman Nkabom no mu nyinaa ka ho mpo a, wɔrentumi nnyina Opumpuni no ne ne soro asafodɔm no anim ketekete mpo! Yehowa ahyɛ bɔ sɛ: “Mɛhyɛ me ho anuonyam na matew me din ho, na mɛda me ho adi wɔ aman pii anim ma wɔahu sɛ mene Yehowa.” (Hes. 38:14-16, 23) Sɛ Gog tow hyɛ Yehowa asomfo so a, ɛno na ɛbɛkɔ akɔtwe Yehowa da kɛse no mu ko a ɛne Armagedon no aba. Saa ko no mu na Yehowa bɛsɛe “asaase nyinaa so ahemfo” no. (Adi. 16:14, 16; 19:19-21) Nanso, “atreneefo nko ara na wɔbɛtena asaase so, na wɔn a wɔn abrabɔ di mu na wɔbɛka so.”—Mmeb. 2:21, ase hɔ asɛm. w22.10 17 ¶16-17
Wukuda, June 19
‘Onyankopɔn pɛ sɛ ogye nnipa ahorow nyinaa na wonya nokware no ho nimdeɛ a edi mu.’—1 Tim. 2:4.
Yɛrentumi nhu nea ɛwɔ obi komam; “Yehowa [nko ara] na ɔhwehwɛ adwene a onipa de yɛ biribi mu.” (Mmeb. 16:2) Ɔdɔ nnipa nyinaa ɛmfa ho wɔn amammerɛ, ɔman anaa abusua a wofi mu. Yehowa hyɛ yɛn nkuran nso sɛ ‘yemmue yɛn komam kɛse.’ (2 Kor. 6:13) Yemmmu yɛn nuanom atɛn, mmom yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdɔ wɔn nyinaa. Wei nso kyerɛ sɛ, wɔn a enni asafo no mu no, ɛnsɛ sɛ yebu wɔn atɛn. Yɛn busuani a onni asafo no mu no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yebu no atɛn ka sɛ, “Asomasi de, ɔrentumi mmegye nokware no da.” Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ ahantan na yebu yɛn ho atreneefo. Yehowa da so ara rema “nnipa a ɛwɔ baabiara” hokwan ama wɔde asakra wɔn adwene. (Aso. 17:30) Bere nyinaa, kae sɛ wɔn a wobu wɔn ho atreneefo no, Yehowa nso bu wɔn sɛ wɔnyɛ atreneefo. Yɛn ani gye Yehowa mmara a ɛteɛ no ho paa. Momma wei mmoa yɛn mma yɛn ani nnye, na ɛnkanyan afoforo mma wɔmmɛn yɛne Onyankopɔn. w22.08 31 ¶20-22
Yawda, June 20
Ɛnyɛ dɛn ara a, wobehu sɛ odiyifo bi tenaa wɔn mu.—Hes. 2:5.
Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, yɛhwɛ kwan sɛ yebetumi ahyia ɔsɔretia. Ebia saa ɔsɔretia no mu betumi ayɛ den daakye. (Dan. 11:44; 2 Tim. 3:12; Adi. 16:21) Nanso, yebetumi anya ahotoso sɛ mmoa biara a yehia no, Yehowa de bɛma yɛn. Adɛn ntia? Efi tete nyinaa, adwuma biara a Yehowa de ma n’asomfo no, sɛ ɛyɛ den sɛ dɛn mpo a, ɔboa wɔn ma wotumi yɛ. Odiyifo Hesekiel sei, ɔkaa asɛm no kyerɛɛ Yudafo a wotuu wɔn ase kɔɔ Babilon no. Asaasesin a Hesekiel yɛɛ mu adwuma no, nnipa bɛn saa na na ɛwom? Yehowa kaa wɔn ho asɛm sɛ “wommu ade,” “wɔn koma yɛ den” na “wɔyɛ atuatewfo.” Ná wɔte sɛ nsɔe, na na wɔn ho yɛ hu te sɛ nkekantwɛre. Ɛnyɛ nwanwa sɛ Yehowa hyɛɛ Hesekiel nkuran mpɛn pii sɛ: “Nsuro.” (Hes. 2:3-6) Hesekiel tumi kaa asɛm no kyerɛɛ ne manfo efisɛ (1) Yehowa na ɔsomaa no, (2) Onyankopɔn honhom maa no ahoɔden, na (3) Onyankopɔn nsɛm hyɛɛ no den. w22.11 2 ¶1-2
Fida, June 21
Da a wubedi bi no, owu na wubewu.—Gen. 2:17.
Nneɛma a nkwa wom a Yehowa bɔe wɔ asaase so nyinaa, nnipa nko ara na ɔmaa wɔn anidaso sɛ wɔbetumi atena ase daa a wɔnwu. Afei nso, Yehowa de daa nkwa ho akɔnnɔ a emu yɛ den adua yɛn mu. Bible ka nnipa ho asɛm sɛ Onyankopɔn de “bere a enni awiei . . . ahyɛ wɔn komam.” (Ɔsɛnk. 3:11) Ɛno ne ade baako nti a owu yɛ yɛn tamfo no. (1 Kor. 15:26) Sɛ yɛyare denneennen a, ɛyɛ a yɛfa no saa ara ka sɛ owu mmɛfa yɛn nkɔ anaa? Daabi. Mpɛn pii no, yekohu dɔkta na ebia yɛagye aduru de ako yare no. Nokwasɛm ne sɛ, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenwu. Afei nso, sɛ yɛn dɔfo bi wu a, sɛ ɔyɛ abofra oo, sɛ ɔyɛ panyin oo, etumi yɛ yɛn yaw paa, na yetumi di awerɛhow kyɛ. (Yoh. 11:32, 33) Wohwɛ a, yɛn Bɔfo a ɔdɔ yɛn no, sɛ ɔmpɛ sɛ yɛtena ase daa a, anka ɔde daa nkwa ho akɔnnɔ bedua yɛn mu, na wama yɛn amemene a etumi kora nsɛm pii so saa? w22.12 3 ¶5; 4 ¶7
Memeneda, June 22
Amanehunu koro no ara na mo nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa hyia.—1 Pet. 5:9.
Yɛn nuanom Kristofo binom betumi ayare, ehu betumi aka wɔn, anaa wɔbetumi ayɛ ankonam wɔ mmere a emu yɛ den yi mu. Enti bɔ mmɔden sɛ wo ne wo nuanom bɛbɔ. Sɛ yare tew si baabi na yɛne yɛn nuanom hyiam a, ebia ebehia sɛ yɛhwɛ na yɛammɛn wɔn pii. Biribi saa si a, ebia yɛbɛte nka te sɛ ɔsomafo Yohane. Ná ɔpɛ sɛ ohu n’adamfo Gaio anim ne anim. (3 Yoh. 13, 14) Nanso obehui sɛ, saa bere no de, ɔrentumi nhu no. Enti Yohane yɛɛ nea obetumi; ɔkyerɛw Gaio krataa. Sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wubetumi akɔsra wo nuanom a, bɔ mmɔden fa akwan foforo so ne wɔn nni nkitaho. Sɛ wo ne wo nuanom Kristofo di nkitaho a, ɛremma wonte nka sɛ woayɛ ankonam, na w’asom bedwo wo. Nanso sɛ dadwen hyɛ wo so a, ka ho asɛm kyerɛ asafo mu mpanyimfo, na gye mmoa biara a wɔde bɛma wo no tom.—Yes. 32:1, 2. w22.12 17-18 ¶6-7
Kwasida, June 23
Yosef wura no de no kɔtoo afiase, baabi a ɔhene nneduafo gu no, na ɔkaa afiase hɔ.—Gen. 39:20.
Bible ma yehu sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yosef nan, na wɔde dade hyɛɛ ne kɔn kosii bere bi. (Dw. 105:17, 18) Wuhu sɛ afei de, na Yosef haw no reyɛ kɛse. Akoa a na ɔda ne wura koma so sei, ɛnna afei de wadan ɔdeduani a wɔmfa no nyɛ hwee yi! Woahyia ɔhaw bi a wobɔɔ ho mpae saa ara nanso ankɔ, na mmom ɛyɛɛ kɛse pɛn? Biribi saa betumi ato wo. Satan wiase a yɛte mu yi, Yehowa ma kwan ma yehyia sɔhwɛ. (1 Yoh. 5:19) Nanso wubetumi anya awerɛhyem sɛ: Nea worefa mu biara no, Yehowa ani tua, na odwen wo ho. (Mat. 10:29-31; 1 Pet. 5:6, 7) Wahyɛ bɔ nso sɛ: “Merennyaw wo da, na merennan m’akyi nkyerɛ wo da biara da.” (Heb. 13:5) Nea worefa mu no, sɛ ɛte sɛ nea anidaso asa mpo a, Yehowa betumi aboa wo ma woagyina ano. w23.01 15-16 ¶7-8
Dwoda, June 24
‘Yɛn Nyankopɔn de bɛkyɛ aboro so.’—Yes. 55:7.
Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yedi mfomso a, Onyankopɔn rento yɛn nkyene. Israelfo no yɛɛ Yehowa bɔne mpɛn pii; nanso sɛ wɔfi wɔn komam nu wɔn ho a, na ɔde kyɛ wɔn. Tete Kristofo no nso hui sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn paa. Ɔbarima bi a ɔyɛɛ bɔne kɛse na akyiri yi onuu ne ho no, honhom kronkron kanyan ɔsomafo Paul ma ɔhyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran sɛ ‘wɔmfa nkyɛ no, na wɔnkyekye ne werɛ.’ (2 Kor. 2:6, 7; 1 Kor. 5:1-5) Ɛka yɛn koma paa sɛ Yehowa ampo n’asomfo esiane bɔne a wɔyɛe nti! Mmom, oyii ne yam boaa wɔn, ɔteɛteɛɛ wɔn, na ɔsan gyee wɔn toom. Wahyɛ bɔ sɛ ɛnnɛ nso, abɔnefo a wɔnu wɔn ho nyinaa saa ara na ɔbɛyɛ ama wɔn. (Yak. 4:8-10) Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn yɛ onyansafo, obu atɛntrenee, na ɔdɔ yɛn. Saa nhoma yi da no adi sɛ Yehowa pɛ sɛ yehu no. Ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ ne nnamfo. w23.02 7 ¶16-17
Benada, June 25
Eye sɛ moama mo ani aku ho.—2 Pet. 1:19.
Yɛwɔ nea enti paa a nsɛm a ɛresisi wɔ wiase a ɛma Bible nkɔmhyɛ ba mu no, ehia yɛn saa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu kyerɛɛ nneɛma pɔtee bi a ebesisi a ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛ Satan wiase no reba awiei. (Mat. 24:3-14) Ɔsomafo Petro hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmma yɛn ani nku nkɔmhyɛ a ɛreba mu no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn gyidi bɛkɔ so ayɛ den. (2 Pet. 1: 20-21) Ɔpɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ bere a yɛresusuw Bible nkɔmhyɛ ho no. Ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmma Yehowa da a ɛreba no nyɛ ntɛm wɔ yɛn adwenem.’ (2 Pet. 3:11-13) Adɛn ntia? Ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛsese hu “da no ne dɔn” a Yehowa de Armagedon bɛba, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde bere a aka no ‘bɛma yɛn abrabɔ ho atew na yɛde onyamesom pa atena ase.’ (Mat. 24:36; Luka 12:40) Yɛpɛ sɛ yekura abrabɔ pa mu, na yɛhwɛ hu sɛ ɔdɔ kann a yɛwɔ ma Yehowa no na ɛkanyan yɛn ma yɛbɔ yɛn ho mmɔden wɔ ne som mu. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho so yiye. w23.02 16 ¶4, 6
Wukuda, June 26
Mewɔ nguan foforo a . . . , ɛsɛ sɛ mede wɔn ba mu.—Yoh. 10:16.
Nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ “nguan foforo” no yɛ no nnɛ na ama wɔatumi atena Paradise. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nea Yesu ayɛ ama yɛn no ho anisɔ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nea yɛyɛ ma Yesu nuanom a wɔde honhom asra wɔn no na ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Yesu. Yesu kaa sɛ nea nguan no bɛyɛ ama Yesu nuanom no na obegyina so abu wɔn atɛn. (Mat. 25:31-40) Nea yebetumi ayɛ de aboa wɔn ne sɛ, yɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. (Mat. 28:18-20) Ɛnsɛ sɛ yɛtwɛn kosi sɛ yɛbɛkɔ Paradise ansa na yɛabɔ yɛn bra sɛnea Yehowa pɛ. Ɛnnɛ mpo, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛbɛka nokware na yɛabɔ yɛn bra yiye. Afei nso, ɛsɛ sɛ yedi Yehowa, yɛn yere anaa yɛn kunu, ne yɛn nuanom Kristofo nokware. Sɛ yɛyere yɛn ho di Onyankopɔn mmara so yiye wɔ wiase bɔne yi mu a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ saa wɔ Paradise. Yebetumi nso asua adwuma a mfaso wɔ so na yɛayere yɛn ho anya suban pa de akyerɛ sɛ yɛayɛ krado sɛ yɛbɛtena Paradise. w22.12 11-12 ¶14-16
Yawda, June 27
Nea ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no.—Yoh. 14:21.
Nea enti a yɛn ani gye ho sɛ Yesu ne yɛn Hene ne sɛ, ɔno paa na ɔfata sɛ odi yɛn so. Yehowa ankasa na atete ne Ba no, na wapaw no sɛ onni yɛn so. (Yes. 50:4, 5) Wo de, dwen sɛnea Yesu ayi ne yam akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn no ho hwɛ. (Yoh. 13:1) Yesu ne wo Hene, enti ɛfata paa sɛ wodɔ no. Ɔkyerɛɛ mu sɛ wɔn a wɔdɔ no paa no, wɔn na ɔfrɛ wɔn ne nnamfo, efisɛ wɔdi ne mmara so de kyerɛ sɛ wɔdɔ no. (Yoh. 14:15; 15:14, 15) Ɛyɛ anuonyamhyɛ kɛse paa sɛ obi bɛyɛ Yehowa Ba no adamfo! Wunim sɛ Yesu brɛ ne ho ase, na osuasua n’Agya pɛpɛɛpɛ. Woasua ahu sɛ ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan, ɔkyekyee wɔn a wɔn abam abu werɛ, na ɔsaa ayarefo mpo yare. (Mat. 14:14-21) Woahu sɛnea ɔredi n’asafo no anim nnɛ. (Mat. 23:10) Afei nso, wunim sɛ esiane sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene nti, daakye ɔbɛyɛ nea ɛsen saa koraa. Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wodɔ no? Ɛne sɛ wubedi ne nhwɛso akyi. Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa na wobɔ asu a, ɛkyerɛ sɛ woafi ase reyɛ saa. w23.03 4 ¶8, 10
Fida, June 28
Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ. Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa?—Yes. 40:26.
Yehowa abɔ nneɛma a ɛyɛ nwanwa pii wɔ soro, asaase so, ne ɛpo mu a yebetumi asua biribi afi mu. (Dw. 104:24, 25) Wo de, susuw sɛnea Yehowa bɔɔ yɛn no ho hwɛ. Ɔbɔɔ yɛn wɔ ɔkwan bi so a, sɛ yehu nneɛma a ɛyɛ fɛ a wabɔ a, yetumi kyerɛ ho anisɔ. Afei nso, ɔde nneɛma nnum bi abɔ yɛn a ɛboa ma yɛn ani gye nneɛma ahorow-ahorow a wabɔ no ho. Ɛno ne yɛn ani a ɛma yehu ade, yɛn aso a ɛma yɛte asɛm, yɛn honam a sɛ biribi ka yɛn nipadua no a ɛma yɛte, yɛn tɛkrɛma a ɛma yɛte ade dɛ, ne yɛn hwene a ɛma yɛte ade hua. Bible no ma yehu biribi foforo a ɛho hia a enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ na yedwinnwen ho. Ɛma yehu Yehowa su ahorow. (Rom. 1:20) Wo de, hwɛ nneɛma a Yehowa abɔ, na wubehu sɛ ɔyɛ obi a onim adwinni di yiye. Wei ma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ nyansa paa. Afei nso, hwɛ nnuan ahorow-ahorow a ɔde ama yɛn. Wei kyerɛ pefee sɛ Onyankopɔn dɔ nnipa. Sɛ yɛhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ, na yehu ne su ahorow no a, ɛma yehu no yiye na ɛboa ma yɛbɛn no paa. w23.03 16 ¶4-5
Memeneda, June 29
W’asɛm nyinaa yɛ nokware.—Dw. 119:160.
Ade rekye a ade resa yi, wiase sɛe ara na ɛresɛe, enti ahotoso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, yebehyia ho sɔhwɛ. Ebia ebinom bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛn adwenem ayɛ yɛn naa wɔ Bible no ho. Ebi nso a wɔbɛka sɛ ɛnnɛ Yehowa mfa akoa nokwafo ne ɔbadwemma biara so mma n’asomfo akwankyerɛ. Nanso sɛ yegye di paa sɛ Yehowa Asɛm yɛ nokware a, ɛbɛboa yɛn ama yɛako atia nsɛnkeka biara a ebetumi asɛe yɛn gyidi. Ɛbɛma ‘yɛasi yɛn bo sɛ yebedi Yehowa ahyɛde so da biara akosi awiei.’ (Dw. 119:112) ‘Yɛremfɛre’ sɛ yɛbɛka Bible mu asɛm akyerɛ afoforo na yɛahyɛ wɔn nkuran ama wɔde abɔ wɔn bra. (Dw. 119:46) Afei nso, sɛ ɔhaw anaa ɔsɔretia bi ani soso sɛ dɛn mpo a, yebetumi de “abotare ne anigye” agyina ano. (Kol. 1:11; Dw. 119:143, 157) Nokware no ka yɛn koma to yɛn yam, na ɛma yenya akwankyerɛ a emu da hɔ a yɛde bɛbɔ yɛn bra. Ɛma yenya anidaso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye bere a Onyankopɔn Ahenni redi yɛn so no. w23.01 7 ¶16-17
Kwasida, June 30
Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara.—Yoh. 13:34.
Anadwo ansa na Yesu rebewu no, ɔbɔɔ mpae kɔɔ akyiri paa maa n’asuafo no, na ɔsrɛɛ n’Agya sɛ ‘ɔnhwɛ wɔn so esiane ɔbɔnefo no nti.’ (Yoh. 17:15) Wei kyerɛ sɛ na Yesu dɔ wɔn paa! Ɛwom sɛ na ɔrebehyia sɔhwɛ kɛse bi, nanso na ɔredwen nea ɛbɛto n’asomafo no ho. Yesuasua Yesu, enti ɛnyɛ nea ehia yɛn nko ara na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so. Mmom, ɛsɛ sɛ yedwen yɛn nuanom nso ho, na yɛtaa bɔ mpae ma wɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ Yesu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no, na yɛredi so. Afei nso, ɛma Yehowa hu sɛ yɛdɔ yɛn mfɛfo gyidifo paa. Sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn nuanom a, ɛnyɛ beresɛe, efisɛ Onyankopɔn Asɛm ka sɛ “ɔtreneeni nkotosrɛ wɔ tumi kɛse.” (Yak. 5:16) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn nuanom Kristofo efisɛ nea wɔrefa mu no, ani yɛ nyan paa. w22.07 23 ¶13-15