July
Dwoda, July 1
Yɛ nhwɛso ma anokwafo no wɔ ɔkasa . . . mu.—1 Tim. 4:12.
Sɛnea yetumi kasa no, ɛyɛ akyɛde a efi yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no hɔ. Nanso, akyɛde a ɛne hokwan a yetumi de kasa no, ebinom sɛee no. Satan Ɔbonsam dii atoro kyerɛɛ Hawa, na ɛkɔfaa bɔne ne sintɔ bɛsoɛɛ nnipa so. (Gen. 3:1-4) Bere a Adam dii mfomso, na ɔde ɛho asodi too Hawa ne Yehowa so no, wankasa yiye. (Gen. 3:12) Bere a Kain kum ne nua Habel, na Yehowa bisaa no ɛho asɛm no, odii atoro. (Gen. 4:9) Ɛnnɛ, ɛyɛ den sɛ wobɛhwɛ sini bi awie a obi nka kasafĩ wom. Kasafĩ atu atese wɔ sukuu ne nnwuma mu nyinaa. Kasafĩ a nkurɔfo ka a daa egyigye yɛn asom no, yɛanhwɛ yiye a, yebefi ase aka bi. Nokware Kristofo de, nea yɛpɛ ne sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani. Enti ɛnsɛ sɛ yɛka kasafĩ, nanso sɛ yɛyɛ saa a na yenwiei. Yɛpɛ sɛ yɛde yɛn kasa yi Onyankopɔn ayɛ. w22.04 4 ¶1-3
Benada, July 2
Morentumi nsom Onyankopɔn nsan nsom Ahonyade.—Mat. 6:24.
Ná Yesu wɔ ahonyade ho adwempa, na na odidi nom. (Luka 19:2, 6, 7) Ɛbere bi, ɔyɛɛ nsã bi. Ná ɛyɛ papa paa kyɛn nsã biara. Ɛno ne anwonwade a odii kan yɛe. (Yoh. 2:10, 11) Da a owui no mpo, na ɔhyɛ ataade a ne bo yɛ den. (Yoh. 19:23, 24) Nanso Yesu abrabɔ mu no, ɛnyɛ ahonyade ne ade a na ɛho hia no paa. Yesu kyerɛkyerɛe sɛ, sɛ yɛhwehwɛ Ahenni no kan a, Yehowa nso bɛhwɛ ama yɛn nsa aka nea yehia. (Mat. 6:31-33) Sika ho afotu a Yehowa de ama yɛn no, yɛn nuanom bebree de ayɛ adwuma ama aboa wɔn. Wo de, yɛnhwɛ onua sigyani bi a ne din de Daniel. Ɔka sɛ: “Merenyin no, meyɛɛ m’adwene sɛ Yehowa som paa na mede besi m’ani so.” Ɛnam sɛ Daniel yɛɛ ne ho awiɛmfoɔ na wanyɛ akɛsesɛm nti, watumi de ne bere ne ne nimdeɛ aboa asafo nnwuma bebree. Ɔsan ka sɛ: “Sɛ yɛde wiase sika nyinaa ma me mpo a, ɛrento nhyira a Yehowa de ama me no da.” w22.05 21-22 ¶6-7
Wukuda, July 3
[Yehowa frɛɛ] mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso mu no.—1 Pet. 2:9.
Nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani gye nokware no ho ne sɛ, yebesua Bible ne asafo nhoma ahorow. Sɛ yɛbaa nokware no mu akyɛ sɛ dɛn mpo a, da biara yɛwɔ pii sua. Adesua yɛ adwumaden, nanso mfaso wɔ so paa. Ɛnyɛ yɛn nyinaa na yɛn ani gye akenkan ne adesua ho. Nanso Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnkɔ so nhwehwɛ’ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛte nokware no ase yiye. (Mmeb. 2:4-6) Bere biara a yɛbɛyere yɛn ho asua ade no, yenya so mfaso. Corey ka sɛ, sɛ ɔrekenkan Bible a, ɔde n’adwene si nkyekyɛm baako so te ase wie ansa na wakɔ foforo so. Ɔkyerɛ mu sɛ: “Ase hɔ asɛm biara a ɛwɔ hɔ, ne kyerɛwnsɛm afoforo a saa nkyekyɛm no twe adwene kɔ so no, mekenkan ne nyinaa. Afei meyɛ nhwehwɛmu foforo nso ka ho. . . . Sɛ mefa saa kwan yi so sua ade a, minya so mfaso paa!” Sɛ yɛfa saa kwan yi so oo, sɛ nso yɛfa kwan foforo so oo, sɛ yeyi bere si hɔ yere yɛn ho sua ade a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nokware no.—Dw. 1:1-3. w22.08 17 ¶13; 18 ¶15-16
Yawda, July 4
Ná mewɔ ne nkyɛn sɛ odwumayɛni a onim adwuma paa. Me na na ɔpɛ m’asɛm yiye daa nyinaa; m’ani gyee n’anim daa.—Mmeb. 8:30.
Bere a Yesu baa asaase so no, ɔnam abɔde so kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no n’Agya ho ade. Hwɛ nneɛma a ɔkyerɛkyerɛe no baako. Yehowa da ne dɔ adi kyerɛ obiara. Yesu Bepɔw So Asɛnka no mu no, ɔtwee n’asuafo no adwene sii nneɛma mmienu bi a Onyankopɔn abɔ so a nnipa bebree mfa wɔn adwene nkɔ so. Ɛno ne awia a ɛbɔ ne nsu a ɛtɔ. Yehia wei mu biara na yɛatumi atena ase. Yehowa pɛ a, anka wɔn a wɔnsom no no, ɔremma wɔn bi. Nanso, ne dɔ nti, ɔtɔ nsu bɔ awia ma obiara. (Mat. 5:43-45) Yesu de wei kyerɛɛ n’asuafo no sɛ Yehowa pɛ sɛ yeyi ɔdɔ adi kyerɛ obiara. Bere biara a yebehu sɛ awia rekɔtɔ anaa nsu regugu no, yebetumi adwinnwen ɔdɔ a Yehowa ayi no adi akyerɛ nnipa nyinaa no ho. Ne nhwɛso no betumi akanyan yɛn ma yɛn nso yɛaka asɛmpa no akyerɛ nnipa nyinaa de akyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. w23.03 17 ¶9-10
Fida, July 5
Me ho dwiriw me paa.—Adi. 17:6.
Dɛn na ɛmaa ɔsomafo Yohane ho dwiriw no? Ohui sɛ ɔbea bi te akekaboa kɔkɔɔ bi so. Wɔka ɔbea yi ho asɛm sɛ ɔyɛ “tuutuuni kɛse,” na ne din de “Babilon Kɛse.” Ɔne ‘asaase so ahemfo abɔ aguaman.’ (Adi. 17:1-5) Hena ne “Babilon Kɛse” no? Yɛrentumi nka sɛ saa ɔbea yi gyina hɔ ma aban bi, efisɛ wɔka ne ho asɛm sɛ ɔne asaase so ahemfo abɔ aguaman. (Adi. 18:9) Nokwasɛm ne sɛ, te a ɔte wɔn so no kyerɛ sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ atumfo no nea wɔnyɛ. Afei nso, yɛrentumi nka sɛ ogyina hɔ ma Satan wiase yi mu aguadifo adifudepɛfo no, efisɛ wɔka wɔn ho asɛm wɔ baabi foforo wɔ Adiyisɛm nhoma no mu sɛ “asaase so aguadifo.” (Adi. 18:11, 15, 16) Ná tete Babilon yɛ atorosom adwosuo. Enti, yebetumi aka sɛ Babilon Kɛse no gyina hɔ ma atorosom nyinaa. Nokwasɛm ne sɛ, ɔyɛ wiase nyinaa atorosom ahemman.—Adi. 17:5, 18. w22.05 11 ¶14-16
Memeneda, July 6
Mo tamfo Bonsam nenam sɛ gyata a ɔrebobom, na ɔrepɛ obi akyere no awe.—1 Pet. 5:8.
Ɛtɔ da a, ɛnanom bi ntumi nhu sɛ wɔn mma besi gyinae sɛ wɔbɛsom Yehowa anaa wɔrenyɛ saa. Ade yi, awofo nim sɛ nhyɛso a wɔde ba mmofra so wɔ Satan wiase yi mu no, ɛnyɛ ano bi ni. Bio nso, ɛnanom bebree wɔ hɔ a wɔn nko ara na ɛretete wɔn mma. Ebinom nso kununom nsom Yehowa. Ɛnyɛ wɔn a wɔn kununom anaa wɔn yerenom nsom Yehowa nko ara na wohyia ɔhaw. Sɛ awofo mmienu no nyinaa wɔ nokware no mu mpo a, ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma ama wɔabɛsom Yehowa. Sɛnea ɛte biara, mma ɛnnhaw wo pii. Yehowa bɛboa wo. Wubetumi abisa awofo a wɔn ho akokwaw ama wɔakyerɛ wo sɛnea wɔde nnwinnade a yɛwɔ no yɛ wɔn abusua som. (Mmeb. 11:14) Afei nso, Yehowa betumi aboa wo ma wo ne wo mma atwetwe nkɔmmɔ. Srɛ no sɛ ɔmmoa wo na hu nea ɛwɔ wɔn adwene ne wɔn koma mu.—Mmeb. 20:5. w22.04 17 ¶4, 7; 18 ¶9
Kwasida, July 7
Me mpaebɔ ne sɛ mo dɔ nkɔ so nyɛ kɛse, na munnya nokware nimdeɛ ne ntease a ɛkɔ akyiri nso.—Filip. 1:9.
Sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no betumi ayɛ kɛse a, ɛsɛ sɛ yehu ne Ba no yiye, efisɛ ɔdaa n’Agya su adi pɛpɛɛpɛ. (Heb. 1:3) Ɔkwan titiriw a yɛbɛfa so ahu Yesu yiye ne sɛ yebesua Nsɛmpa nnan no. Bible no a wobɛkenkan no da biara no yɛ suban pa. Enti sɛ wunnya mfii ase a, ɛnde adɛn na wonhyɛ ase seesei ara? Sɛ worekan Yesu ho asɛm a, ɛyɛ a bɔ mmɔden ma w’adwene nkɔ ne su ahorow no so kɛse. Ná obiara tumi bɛn no; ɔyɛɛ mmofra nkumaa mpo atuu. (Mar. 10:13-16) Ɔmaa n’asuafo no ho dwoo wɔn; ná wonsuro sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn adwene wɔ n’anim. (Mat. 16:22) Yesu yɛɛ saa de suasuaa ne soro Agya no. Yehowa nso, obiara tumi bɛn no. Enti yetumi bɔ no mpae. Sɛ yɛrebɔ no mpae a, yebetumi aka yɛn koma mu asɛm biara akyerɛ no, a yɛwɔ awerɛhyem paa sɛ ɔremmu yɛn animtiaa da. Ɔdɔ yɛn, na odwen yɛn ho.—1 Pet. 5:7. w22.08 3 ¶4-5
Dwoda, July 8
O Yehowa, wuye, na wuyi wo yam de bɔne kyɛ.—Dw. 86:5.
Yehowa na ɔbɔɔ yɛn, enti onim yɛn ho biribiara. Ɔdasani biara a ɔte asaase yi so no, onim ne ho biribiara. Wohwɛ a, ɛnyɛ nwonwa? (Dw. 139:15-17) Wei nti, sintɔ biara a yenya fii yɛn awofo hɔ no, onim. Biribiara a yɛafa mu wɔ asetena mu a anya yɛn su ne yɛn ban so nkɛntɛnso mpo, n’ani tua ne nyinaa. Nim a Yehowa nim nnipa yiye saa no, ɛkanyan no ma ɔyɛ dɛn? Ɛkanyan no ma oyi mmɔborɔhunu adi kyerɛ yɛn. (Dw. 78:39; 103:13, 14) Yehowa ayɛ biribi de akyerɛ sɛ wayɛ krado sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ. Onim sɛ nea Adam, onipa a odi kan no yɛe nti, yɛn nyinaa abɛyɛ abɔnefo a owu da hɔ retwɛn yɛn. (Rom. 5:12) Ná biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ de agye yɛn ho ne afoforo afi bɔne ne owu nsam. (Dw. 49:7-9) Nanso, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ ne ayamhyehye no yɛɛ nhyehyɛe bi a na ebetumi ama yɛanya yɛn ho atetew. Sɛnea Yohane 3:16 ma yehu no, Yehowa somaa ne Ba a ɔwoo no koro no ma obewu maa yɛn.—Mat. 20:28; Rom. 5:19. w22.06 3 ¶5-6
Benada, July 9
Onipa a ne yam ye no, ɛboa ɔno ara.—Mmeb. 11:17.
Bere a Yehowa ne ne somfo Hiob rekasa no, ɔmaa emu daa hɔ sɛ wɔn a wohu afoforo mmɔbɔ no, ɔno nso behu wɔn mmɔbɔ. Mmarima mmiɛnsa bi a wɔn din de Elifas, Bildad ne Sofar kasa tiaa saa ɔbarima nokwafo yi yayaayaw ma ɛhaw no paa. Yehowa ka kyerɛɛ Hiob sɛ ɔmmɔ mpae mma wɔn. Hiob bɔɔ mpae maa wɔn akyi no na Yehowa hyiraa no. (Hiob 42:8-10) Sɛ yɛde obi ho asɛm hyɛ yɛn mu a, epira yɛn. Sɛ yɛde obi ho asɛm hyɛ yɛn mu a, ɛte sɛ nea yɛso adesoa a emu yɛ duru. Yehowa pɛ sɛ ɔsoɛ yɛn ma yɛn kɔn mu dwo yɛn. (Efe. 4:31, 32) Otu yɛn fo sɛ, “mma abufuw nnhyɛ wo so, na mma abufuhyew kwan.” (Dw. 37:8) Nyansa wom sɛ yɛde saa afotu no bɛyɛ adwuma. Sɛ yɛde afoforo ho asɛm hyɛ yɛn mu a, ebetumi abɔ yɛn yare, na ebetumi nso ama yɛanya adwenemhaw. (Mmeb. 14:30) Sɛ yɛde obi ho asɛm hyɛ yɛn mu, na yɛhwɛ kwan sɛ onii no na ɔbɛbrɛ a, na akɔyɛ te sɛ koterɛ rewe ne mako na ɔhwɛ kwan sɛ aponkyerɛne bɛte ho fifiri. Ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ yiye? Enti sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn a, yɛn ara na ɛboa yɛn. Ɛma yenya asomdwoe ne akomatɔyam, na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so som Yehowa. w22.06 10 ¶9-10
Wukuda, July 10
Yɛnhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo, na yɛnhyɛ nkwagye anidaso no sɛ dade kyɛw.—1 Tes. 5:8.
Yɛn anidaso no te sɛ dade kyɛw a ɛbɔ yɛn adwene ho ban, na ɛmma yenni yɛn akɔnnɔ akyi nkɔyɛ biribi a ɛbɛsɛe yɛne Yehowa ntam. (1 Kor. 15:33, 34.) Adwene a ɛmfata a ɛne sɛ mfaso biara nni so sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani no, yɛn anidaso a ɛte sɛ dade kyɛw no betumi abɔ yɛn ho ban afi ho. Kae sɛ bere a gyamsereni Elifas kɔe sɛ ɔrekɔkyekye Hiob werɛ no, biribi a ɛte saa na ɔkae. Elifas kaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na onipa dasani ho atew?” Afei ɔkaa Onyankopɔn nso ho asɛm sɛ: “Hwɛ! N’akronkronfo koraa, onnye wɔn nni, na ɔsoro mpo, ɛho ntew wɔ n’ani so.” (Hiob 15:14, 15) Wo ara hwɛ atosɛm a ɛte saa! Kae sɛ Satan na ɔpɛ sɛ wunya saa adwene no. Onim sɛ, sɛ woma kwan ma saa nsusuwii no nya wo so tumi a, w’anidaso bɛsa. Enti po saa atosɛm no. Mma w’adwene mu nnyɛ wo naa da sɛ Yehowa pɛ sɛ wotena ase daa, na ɔbɛboa wo ma woadu saa botae no ho.—1 Tim. 2:3, 4. w22.10 25-26 ¶8-10
Yawda, July 11
Hiob anka asɛmmɔne biara.—Hiob 2:10.
Ná Satan pɛ sɛ Hiob gye di sɛ Yehowa bo afuw no nti na ɔrehu amane no. Wo de hwɛ, ofie a na Hiob mma du no nyinaa ahyia wɔ hɔ redidi no, Satan maa mframa kɛse bi bɔe, na edwiriw gui. (Hiob 1:18, 19) Afei nso, ɔmaa ogya fii soro bɛhyew Hiob nyɛmmoa ne ne nkoa a na wɔrehwɛ mmoa no. (Hiob 1:16) Ɛnam sɛ mframa ne ogya no fi soro na ɛbae nti, Hiob adwene yɛɛ no sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔde bae. Ɛno nti, na Hiob gye di sɛ ɛbɛyɛ sɛ wayɛ biribi atia Yehowa. Ne nyinaa mu no, Hiob annome n’Agya a ɔwɔ soro no. Hiob gye toom sɛ, efi bere tenten na Yehowa ama no nneɛma pa pii. Ɔkaa sɛ, papa bae no ogyei a, ɛnde sɛ bɔne nso aba a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ogye? Enti nea ɔkae ni: “Ayeyi nka Yehowa din daa.”—Hiob 1:20, 21. w22.06 21 ¶7
Fida, July 12
Me din nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Na nea obemia n’ani agyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.—Mar. 13:13.
Yesu maa n’asuafo no hui sɛ biribi a ɛte saa besi sɛnea Yohane 17:14 ka ho asɛm no. Yehu paa sɛ saa nkɔmhyɛ no aba mu, ɛnkanka mfe 100 a atwam no. Adɛn nti na yɛreka saa? Bere a Yesu bɛyɛɛ Mesia Ahenni no so Hene wɔ afe 1914 no, ankyɛ koraa na wɔtow Satan fii soro. Seesei wɔaka no ahyɛ asaase yi so retwɛn ɔsɛe. (Adi. 12:9, 12) Nanso Satan nte hɔ kwa. Ne bo afuw denneennen, na watu n’ani asi Onyankopɔn nkurɔfo so. (Adi. 12:13, 17) Ɛno nti na tan a wiase no tan Onyankopɔn nkurɔfo no mu ayɛ den saa no. Nanso, ɛnsɛ sɛ yesuro Satan ne n’akyitaafo no. Mmom, yebetumi anya ahotoso a na ɔsomafo Paul wɔ no bi. Ɔkaa sɛ: “Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na obetumi ne yɛn adi asi?” (Rom. 8:31) Yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so koraa. w22.07 18 ¶14-15
Memeneda, July 13
Wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa yi wɔ asaase so nyinaa.—Mat. 24:14.
Ná Yesu nim sɛ ɔkwan biara so obenya nkurɔfo ama wɔayɛ asɛnka adwuma no wɔ awiei bere yi mu. Ná onim sɛ nkɔm a odwontofo no hyɛe no bɛba mu. Ɔkaa sɛ: “Ɛda a wobɛkyerɛ wo tumi no, wo man betu wɔn ho ama koraa.” (Dw. 110:3) Sɛ woreyɛ asɛnka adwuma no bi a, ɛnde na wotaa Yesu ne akoa nokwafo no akyi, na woreboa ama saa nkɔmhyɛ no aba mu. Yegu so reyɛ adwuma no denneennen, nanso ɛwɔ ne haw. Ɔhaw a wɔn a wɔreka Ahenni ho asɛmpa no rehyia nnɛ no, emu baako ne ɔsɔretia. Awaefo, nyamesom akannifo, ne amanyɔfo ama nnipa pii anya yɛn adwuma no ho adwemmɔne. Sɛ yɛn abusuafo, amannifo, ne wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma gye saa atosɛm no di a, ebia wɔbɛhyɛ yɛn sɛ yennyae Yehowa som ne asɛnka adwuma no. Wokɔ aman bi so a, wɔn a wɔsɔre tia yɛn adwuma no tumi hunahuna anuanom, wɔyɛ wɔn basabasa, wɔkyere binom, na wotumi mpo de wɔn gu afiase. w22.07 8 ¶1; 9 ¶5-6
Kwasida, July 14
Ɛsɛ sɛ yɛfa amanehunu bebree mu de kɔ Onyankopɔn Ahenni mu.—Aso. 14:22.
Yehowa pɛ sɛ yeyi bere si hɔ de sua Bible daa, na yedwinnwen nea yɛkenkan no ho. Sɛ yɛde nea yesua no yɛ adwuma a, ɛma yɛn gyidi yɛ den, na yɛbɛn yɛn soro Agya no paa. Ɛba saa a, ɛhyɛ yɛn den ma yetumi gyina sɔhwɛ ano. Afei nso, wɔn a wɔde wɔn ho to Bible so no, Yehowa de ne honhom kronkron no boa wɔn. Sɔhwɛ biara a ɛbɛba yɛn so no, honhom kronkron betumi ama yɛn “tumi a ɛboro nnipa de so” ma yɛde agyina ano. (2 Kor. 4:7-10) Yehowa boa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ma ɔma yɛn honhom fam aduan pii. Ebi ne nhoma, video, ne nnwom. Wei boa yɛn ma yɛn gyidi yɛ den, na yɛbɛn Yehowa. (Mat. 24:45) Yehowa akyerɛkyerɛ ne nkurɔfo sɛ wɔnnodɔ wɔn ho na wɔnkyekye wɔn ho werɛ wɔ amanehunu bere mu. (2 Kor. 1:3, 4; 1 Tes. 4:9) Sɛ yehyia ɔhaw bi a, yɛn nuanom Kristofo ayɛ krado sɛ wɔbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adi nokware. w22.08 12 ¶12-14
Dwoda, July 15
Monyere mo ho denneennen nkura baakoyɛ a honhom no ama moanya no mu.—Efe. 4:3.
Sɛ yɛtaa ka anuanom suban pa ho asɛm a, ɛma yɛne yɛn nuanom fa adamfo denneennen, na ɛboa ma ɔdɔ tena asafo no mu. Ɛtɔ da a, Kristofo a wɔn ho akokwaw mpo, mente-me-ho-ase anaa akasakasa tumi ba wɔn ntam. Biribi saa na ɛtoo ɔsomafo Paul ne ne yɔnko berɛbo Barnaba. Asɛmpatrɛw adwuma a edi hɔ a na wɔrekɔyɛ no, na Barnaba pɛ sɛ wɔde Marko ka wɔn ho kɔ, nanso Paul ne no anyɛ adwene koraa. Wei de “akasakasa a emu yɛ den” baa wɔn ntam, na obiara faa ne kwan. (Aso. 15:37-39) Nanso Paul ne Barnaba ne Marko siesiee wɔn ntam. Akyiri yi, Paul kamfoo Barnaba ne Marko nyinaa. (1 Kor. 9:6; Kol. 4:10) Yɛn nso, sɛ akasakasa bi wɔ yɛne afoforo ntam wɔ asafo no mu a, ɛho hia sɛ yesiesie, na yɛkɔ so de yɛn adwene si suban pa a ɛwɔ afoforo ho no so. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa ma asomdwoe ne baakoyɛ atena asafo no mu. w22.08 23 ¶10-11
Benada, July 16
Munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn, na wɔammu mo atɛn.—Mat. 7:1.
Ɛwom sɛ yɛyere yɛn ho paa sɛ yɛde Yehowa mmara a ɛteɛ no bɛbɔ yɛn bra, nanso ɛnsɛ sɛ yebu afoforo atɛn, na yebu yɛn ho sɛ yɛkyɛn afoforo. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa ne “asaase nyinaa Temmufo no.” (Gen. 18:25) Yehowa mfa nhyɛɛ yɛn nsa sɛ yemmu afoforo atɛn. Hwɛ nea ɔtreneeni Yosef yɛe. Wammu afoforo atɛn; wɔn a wɔne no anni no yiye mpo ka ho. Ɔno ara ne nuanom boroo no, wɔtɔn no sɛ ɔnkɔyɛ akoa, na wɔmaa wɔn papa gye dii sɛ Yosef awu. Mfe bi akyi no, Yosef abusua no san bɛkaa ne ho. Saa bere no, na Yosef wɔ tumi paa, enti anka obetumi ne ne nuanom no adi no nwenweenwene, na nea wɔde yɛɛ no no, wayɛ wɔn bi atua aka. Ɛwom sɛ na Yosef nuanom no anu wɔn ho paa, nanso na wosuro sɛ anhwɛ a, Yosef bɛyɛ wɔn bi atua ka. Enti Yosef maa wɔn awerɛhyem sɛ: “Munnsuro. Adɛn, meyɛ Onyankopɔn?” (Gen. 37:18-20, 27, 28, 31-35; 50:15-21) Yosef ahobrɛase nti, ogyaw atemmu no maa Yehowa. w22.08 30 ¶18-19
Wukuda, July 17
Wɔn a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔn papa no, mfa nkame wɔn, bere a wowɔ tumi a wode bɛboa no.—Mmeb. 3:27.
Sɛ Yehowa somfo bi fi ne koma nyinaa mu bɔ mpae a, wunim sɛ Yehowa betumi afa wo so abua ne mpaebɔ no? Sɛ woyɛ asafo mu panyin oo, ɔsomfo oo, ɔkwampaefo oo, ɔdawurubɔfo oo, woanyin oo, wusua oo, woyɛ onua oo, woyɛ onuawa oo, obetumi afa wo so. Sɛ obi a ɔdɔ Yehowa su frɛ no a, ɔtaa fa asafo mu mpanyimfo ne n’asomfo anokwafo afoforo so ‘kyekye onii no werɛ paa.’ (Kol. 4:11) Ɛyɛ akwannya paa sɛ Yehowa bɛfa yɛn so abua yɛn nuanom mpaebɔ na wakyekye wɔn werɛ! Sɛ yare bi tu atese, atoyerɛnkyɛm bi si, anaa nkurɔfo retan yɛn ani a, yebetumi aboa yɛn nuanom akyekye wɔn werɛ. Ebi nso a yɛpɛ sɛ yɛboa afoforo, nanso sɛ yɛn ara yɛn abusuafo nso rehu amane a, ebetumi ayɛ den. Ne nyinaa akyi no, yɛpɛ sɛ yɛboa yɛn nuanom, na Yehowa nso ani gye ho sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de aboa wɔn.—Mmeb. 19:17. w22.12 22 ¶1-2
Yawda, July 18
M’ahyɛde ne sɛ, monnodɔ mo ho sɛnea medɔ mo no.—Yoh. 15:12.
Ɔdɔ ne su titiriw a ebetumi ama afoforo agye yɛn adi. Yesu kaa sɛ ahyɛde mmienu a ɛho hia paa ne sɛ yɛbɛdɔ Yehowa ne yɛn yɔnko nipa. (Mat. 22:37-39) Yɛreka wɔn a yebetumi agye wɔn adi a, Yehowa da mu fua; ɔdɔ a yɛwɔ ma no nti, yɛpɛ sɛ yesuasua no. Ɔdɔ a yɛwɔ ma anuanom nti, yɛmpɛ sɛ yeyi wɔn kokoam nsɛm adi. Biribiara a ebetumi akɔfa ɔhaw, animguase anaa yawdi abrɛ anuanom no, yɛmpɛ sɛ yebeyi no adi da. Ahobrɛase nso bɛboa ama afoforo atumi agye yɛn adi. Sɛ asɛm bi si a, Kristoni a ɔbrɛ ne ho ase no, onni kan mfa nkɔto gua mfa mpɛ anuonyam. (Filip. 2:3) Ɔnyɛ nneɛma bi mfa nhoahoa ne ho mfa nkyerɛ sɛ onim kokoam nsɛm bi, nanso yɛabɔ n’ano sɛ mma ɔnnka. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, nsɛm bi a Bible anaa asafo nhoma nkyerɛkyerɛɛ mu no, yɛremfa nto yɛn ho so nkeka yɛn adwene wɔ ho nkyerɛ afoforo. w22.09 12 ¶12-13
Fida, July 19
Nimdeɛ a edi mu bɛdɔɔso.—Dan. 12:4.
Ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Daniel sɛ, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel nhoma no mu no, Onyankopɔn nkurɔfo bɛte ase yiye, “nanso ɔbɔnefo biara nni hɔ a ɔbɛte ase.” (Dan. 12:10) Ɛnnɛ paa ne bere a ɛsɛ sɛ yɛma ɛda adi sɛ yɛnka abɔnefo ho. (Mal. 3:16-18) Wɔn a Yehowa bu wɔn sɛ “agyapade titiriw” anaa agyapade a ɛda ne koma so no, ɔreboaboa wɔn ano. Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛpɛ sɛ ɔde yɛn ka ho. Nokwasɛm ne sɛ, nsɛm pii resisi wɔ yɛn bere yi so. Nanso nea ɛnam kwan so reba de, ɛnyɛ asɛm ketewa. Ɛrenkyɛ yebehu sɛ wɔresɛe abɔnefo nyinaa. Ɛno akyi no, ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Daniel no bɛbam. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wobɛsɔre abenya wo kyɛfa wɔ nna no awiei.’ (Dan. 12:13) Ɛda a Daniel ne w’adɔfo a wɔawuwu ‘bɛsɔre’ bio no, worehwɛ kwan anaa? Sɛ saa a, efi nnɛ rekɔ yi, yɛ nea wubetumi biara di Yehowa nokware. Woyɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa renyi wo din mfi nkwa nhoma no mu da. w22.09 24 ¶17; 25 ¶19-20
Memeneda, July 20
Meresoma wo.—Hes. 2:3.
Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no hyɛɛ Hesekiel den. Adɛn ntia? Ɛbɛyɛ sɛ Hesekiel kaee sɛ bere a Yehowa paw Mose ne Yesaia sɛ n’adiyifo no, ɔkaa nsɛm bi a ɛte saa kyerɛɛ wɔn. (Ex. 3:10; Yes. 6:8) Afei nso, ɔhaw a saa adiyifo mmienu no hyiae wɔ adwuma a Yehowa de maa wɔn no ho no, na Hesekiel nim sɛnea Yehowa boaa wɔn ma wotumi dii so. Enti, bere a Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel mprenu sɛ: “Meresoma wo” no, na odiyifo no wɔ nea obegyina so agye adi sɛ Yehowa bɛboa no. Afei nso, yɛtaa hu asɛm a ɛne: “Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ” wɔ Hesekiel nhoma no mu. (Hes. 3:16) Ɛno da nkyɛn a, asɛm a ɛne: “Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ” no pue mpɛn pii wom. (Hes. 6:1) Biribiara kyerɛ sɛ na Hesekiel gye di sɛ Yehowa na asoma no. Bio nso, na Hesekiel papa yɛ ɔsɔfo, enti ɛbɛyɛ sɛ na wakyerɛkyerɛ no ma wabehu sɛ, efi tete nyinaa Yehowa maa n’adiyifo awerɛhyem sɛ ɔtaa wɔn akyi. Yehowa ka kyerɛɛ Isak, Yakob, ne Yeremia sɛ: “Meka wo ho.”—Gen. 26:24; 28:15; Yer. 1:8. w22.11 2 ¶3
Kwasida, July 21
‘Eyi ne daa nkwa.’—Yoh. 17:3.
Ɛwom, bɔne a Adam ne Hawa yɛe no kɔfaa owu brɛɛ wɔn asefo, nanso nea na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, wansesa n’adwene. (Yes. 55:11) Ɛda so ara yɛ n’atirimpɔw sɛ nnipa anokwafo bɛtena ase daa. Hwɛ nsɛm a Yehowa aka ne nea wayɛ a ama n’atirimpɔw abam. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ obenyan awufo, na wɔanya hokwan a wɔde bɛtena ase daa. (Aso. 24:15; Tito 1:1, 2) Ná ɔnokwafo Hiob gye di sɛ, Yehowa pɛ paa sɛ onyan awufo. (Hiob 14:14, 15) Odiyifo Daniel nso, na onim sɛ awufo bɛsɔre na wɔanya hokwan a wɔde bɛtena ase daa. (Dw. 37:29; Dan. 12:2, 13) Ná Yudafo a ɛwɔ Yesu bere so no nso nim sɛ Yehowa betumi ama n’asomfo anokwafo anya “daa nkwa.” (Luka 10:25; 18:18) Yesu kaa saa bɔhyɛ yi ho asɛm mpɛn pii; ɔno ankasa nso, n’Agya nyan no.—Mat. 19:29; 22:31, 32; Luka 18:30; Yoh. 11:25. w22.12 4-5 ¶8-9
Dwoda, July 22
Mede me ho ato wo so, O Yehowa.—Dw. 31:14.
Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛn no. (Yak. 4:8) Ɔpɛ sɛ ɔyɛ yɛn Nyankopɔn, yɛn Agya, ne yɛn Adamfo. Obua yɛn mpaebɔ, na ɛto nea ɛyɛ den nso a, ɔboa yɛn. Afei nso, ɔnam n’ahyehyɛde no so kyerɛkyerɛ yɛn, na ɔbɔ yɛn ho ban. Sɛ yɛbɔ Yehowa mpae, yɛkenkan n’Asɛm na yedwinnwen ho a, yebetumi abɛn no. Yɛyɛ saa a, ɛma yenya ɔdɔ ne anisɔ kɛse ma no. Ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ osetie ma no, na ayeyi a ɛfata no no nso, yɛde ma no. (Adi. 4:11) Mpɛn dodow a yɛrehu Yehowa yiye no, na ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu nso reyɛ kɛse. Afei nso, ahyehyɛde a ɔde ama yɛn sɛ ɛmmoa yɛn no, ɛma yenya mu ahotoso paa. Ɔbonsam de nkakrankakra sɛe gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu no. Nanso yebetumi ako atia no. Sɛ yɛn gyidi yɛ den, na ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no gyina abrane a, yɛrennan yɛn akyi nkyerɛ ɔne n’ahyehyɛde no.—Dw. 31:13, 14. w22.11 14 ¶1-3
Benada, July 23
Ná wɔayɛ krado sɛ wobewu sen sɛ wɔbɛkotow anaa wɔbɛsom onyame bi aka wɔn ankasa Nyankopɔn no ho.—Dan. 3:28.
Ɔdɔ a nokware Kristofo bebree wɔ ma Yehowa a ɔne Amansan Hene no nti, wɔn mu pii ahwere wɔn ahofadi na wɔde wɔn nkwa mpo ato asiane mu. Wɔkɔ so di Yehowa nokware; wɔte sɛ Hebrifo mmiɛnsa a wodii Opumpuni no nokware no. Ɛwom sɛ wɔde wɔn guu fononoo a ogya redɛw wom mu, nanso Opumpuni no twitwa gyee wɔn. Odwontofo Dawid kaa sɛ ɛho hia paa sɛ yɛkɔ so di Onyankopɔn nokware. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yehowa bebu aman atɛn. O Yehowa, sɛnea me trenee te ne sɛnea m’abrabɔ di mu no, hwɛ ho bu me atɛn.” (Dw. 7:8) Dawid san kyerɛwee sɛ: “Ma abrabɔ a edi mu ne trenee mmɔ me ho ban.” (Dw. 25:21) Ɔkwan a edi mu a yɛbɛfa so abɔ yɛn bra ne sɛ yɛbɛkɔ so adi Yehowa nokware. Ɛba saa a, yɛbɛte nka te sɛ odwontofo no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn abrabɔ di mu na wɔde Yehowa mmara yɛ adwuma.”—Dw. 119:1, ase hɔ asɛm. w22.10 17 ¶18-19
Wukuda, July 24
Ne suban ahorow a nnipa ntumi nhu . . . no, . . . wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu.—Rom. 1:20.
Nkɔmmɔ a Hiob bɔe wɔ n’asetenam nyinaa, ɛbɛyɛ sɛ na baako bi da mu fua. Ɛno ne nkɔmmɔ a ɔne Yehowa bɔe no. Saa nkɔmmɔbɔ no mu no, Yehowa ka kyerɛɛ Hiob sɛ ɔnto ne bo ase nhwɛ nneɛma a ɛyɛ nwanwa a wabɔ. Ná ɛno bɛma Hiob agye adi paa sɛ Yehowa yɛ onyansafo, na otumi hwɛ ne nkoa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔkaee Hiob sɛ, ɔno Yehowa na ɔma mmoa aduan, enti Hiob nso, ɔbɛhwɛ no. (Hiob 38:39-41; 39:1, 5, 13-16) Nneɛma a Onyankopɔn abɔ a Hiob too ne bo ase susuw ho no, ɛboaa no ma osuaa Onyankopɔn ho ade pii. Yɛn nso, sɛ yɛhwɛ nneɛma a Onyankopɔn abɔ na yedwinnwen ho a, yebetumi asua ne ho ade pii. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ebetumi ayɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ saa. Sɛ yɛte kurow kɛse mu a, nneɛma a Yehowa abɔ no, pii wɔ hɔ a, ebia ɛnyɛ daa na yebehu. Sɛ yɛte baabi a abɔde atwa yɛn ho ahyia mpo a, ebia yɛbɛte nka sɛ yenni adaagye a yɛde bɛhwɛ na yɛadwinnwen ho, nanso ɛho hia sɛ yɛpɛ bere na yɛyere yɛn ho hwɛ nneɛma a Yehowa abɔ na yedwinnwen ho. w23.03 15 ¶1-2
Yawda, July 25
Onyansafo hu asiane, na ɔde ne ho sie.—Mmeb. 22:3.
Yesu kaa sɛ “asaasewosow akɛse” ne atoyerɛnkyɛm afoforo besisi ansa na awiei no aba. (Luka 21:11) Ɔsan kaa sɛ, ‘amumɔyɛ bɛdɔɔso’ wɔ yɛn bere yi so. Ɛnnɛ, awudisɛm, basabasayɛ, ne amumɔyɛsɛm a ɛrekɔ so no di wei ho adanse. (Mat. 24:12) Yesu anka da sɛ wɔn a Yehowa apo wɔn no nko ara na ɔhaw a ɛtete saa bɛto wɔn. Nokwasɛm ne sɛ, atoyerɛnkyɛm ato Yehowa asomfo anokwafo pii mpo. (Yes. 57:1; 2 Kor. 11:25) Ebia Yehowa remfa anwanwakwan so mmɔ yɛn ho ban mfi atoyerɛnkyɛm nyinaa ho, nanso biribiara a ɛbɛma yɛn koma atɔ yɛn yam na yɛanya asomdwoe no, ɔde bɛma yɛn. Sɛ yedi kan siesie yɛn ho a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛka yɛn koma ato yɛn yam. Nanso sie a yebedi kan asiesie yɛn ho no kyerɛ sɛ yenni Yehowa mu gyidi anaa? Ɛnte saa koraa. Nea ɛwom paa ne sɛ, sɛ yedi kan siesie yɛn ho ma atoyerɛnkyɛm a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu gyidi sɛ ɔbɛhwɛ yɛn. Ɔkwan bɛn so? Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ, yensiesie yɛn ho mma atoyerɛnkyɛm. w22.12 18 ¶9-10
Fida, July 26
Onyankopɔn na ɔsomaa me dii mo anim sɛ memmɛkora nkwa so.—Gen. 45:5.
Bere a Yosef da afiase no, Yehowa maa Egypt hene soo dae mmienu bi, na ɛteetee no paa. Bere a ɔhene no tee sɛ Yosef tumi kyerɛ dae ase no, ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ no bae. Yehowa mmoa nti, Yosef tumi kyerɛɛ dae mmienu no ase, na afotu pa a ɔde maa Farao no pusuw no paa. Farao hui sɛ Yehowa di Yosef akyi, enti ɔpaw no sɛ ɔnhwɛ aduan so wɔ Egypt nyinaa. (Gen. 41:38, 41-44) Akyiri yi, ɔkɔm kɛse bi baa Egypt, na ɛtrɛw kɔɔ Kaanan a na Yosef abusua te no. Hokwan a na Yosef abenya nti, na obetumi agye n’abusua nkwa, na abusua a Mesia no befi mu aba no ase anhyew. Yebetumi asi no pi sɛ, biribiara a Yosef yɛe no, ɛyɛ Yehowa na ɔma esii no yiye. Ewiee ase no, pɔw bɔne a Yosef nuanom no bɔe no, Yehowa faa so maa n’atirimpɔw baa mu. w23.01 16-17 ¶11-12
Memeneda, July 27
Monhwɛ mo ho so yiye.—Luka 21:34.
Sɛ obi rehwɛ ne ho so yiye a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, biribiara a ebetumi asɛe ɔne Yehowa ntam no, ɔma n’ani kɔ ho, na otu anammɔn de twe ne ho fi ho. Ɔyɛ saa a, ɛma ɔkɔ so de ne ho sie Onyankopɔn dɔ mu. (Mmeb. 22:3; Yuda 20, 21) Ɔsomafo Paul tuu Kristofo fo sɛ wɔnhwɛ wɔn ho so yiye. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔka kyerɛɛ Kristofo a na ɛwɔ Efeso no sɛ: “Monhwɛ mo abrabɔ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo.” (Efe. 5:15, 16) Daa, Satan pɛ sɛ ɔsɛe yɛne Yehowa ntam, enti Bible tu yɛn fo sɛ ‘yɛnkɔ so mpɛɛpɛɛ mu nhu Yehowa apɛde,’ sɛnea ɛbɛyɛ a Satan afiri biara renyi yɛn. (Efe. 5:17) Sɛ yebetumi asisi gyinae pa a, gye sɛ yehu “Yehowa apɛde.” Yebetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm, na yedwinnwen ho da biara. Sɛ yenni akwankyerɛ pɔtee a ɛsɛ sɛ yɛde bɔ yɛn bra wɔ biribi mu mpo a, mpɛn dodow a yɛrete Yehowa apɛde ase, na yɛrenya “Kristo adwene” no, mpɛn dodow no ara na ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛnantew sɛ “anyansafo.”—1 Kor. 2:14-16. w23.02 16-17 ¶7-9
Kwasida, July 28
Monsesa mo adwene mfa nyɛ mo ho foforo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu nea Onyankopɔn pɛ, a eye, na ɛsɔ ani, na edi mu no.—Rom. 12:2.
Mpɛn ahe na wusiesie wo fie? Ebia ansa na woretu akɔtena hɔ no, wotoo wo bo ase twitwiw hɔ siesiee hɔ kama. Nanso ɛno akyi no, sɛ woansiesie hɔ bio a, wohwɛ a dɛn na ebesi? Wo ara wunim sɛ ɛrenkyɛ koraa na efi ne mfuturu agye baabiara afa. Enti nea ɛbɛyɛ na wo fie hɔ atew no, ɛsɛ sɛ wotaa siesie hɔ. Yɛn adwene ne yɛn suban nso, saa ara na ehia sɛ yɛkɔ so teɛteɛ no. Ɛwom, ansa na yɛrebɔ asu no, yɛyeree yɛn ho yɛɛ nsakrae biara a ehia wɔ yɛn abrabɔ mu sɛnea ɛbɛyɛ a ‘yɛbɛhohoro yɛn ho afi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho.’ (2 Kor. 7:1) Nanso, seesei ɔsomafo Paul afotu a ɛne sɛ, “momma wɔnkɔ so nyɛ mo adwene foforo” no, ɛno na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma. (Efe. 4:23) Wiase yi mu mfuturu ne efi betumi awurawura yɛn mu ntɛm. Sɛ yɛmpɛ sɛ biribi a ɛte saa bɛto yɛn a, ɛsɛ sɛ bere biara yɛhwɛ sɛ nea yedwinnwen ho, yɛn suban, ne nea yɛn ani gye ho no sɔ Yehowa ani. w23.01 8 ¶1-2
Dwoda, July 29
Ohuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian aba no so te sɛ aburuburuw.—Mat. 3:16.
Fa no sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ no, na wowɔ hɔ a woretie bi. Ná ɔtaa fa Kyerɛw Kronkron no mu asɛm ka, efisɛ na wakyere agu ne tirim. Bere a Yesu bɔɔ asu na Yehowa de honhom kronkron sraa no no, nimdeɛ a na Yesu wɔ ansa na ɔreba asaase so no, ɛda adi sɛ Yehowa san de maa no. Nsɛm a odii kan kae ne nsɛm a etwa to a ɔkae ansa na ɔrewu no, ebi wɔ hɔ a ɔfa fii Kyerɛwnsɛm no mu. (Deut. 8:3; Dw. 31:5; Luka 4:4; 23:46) Nea ɛte ne sɛ, mfe mmiɛnsa ne fã a Yesu de yɛɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, na ɔtaa kenkan Kyerɛwnsɛm no wɔ baguam, na na ɔfa mu asɛm ka san kyerɛkyerɛ mu. (Mat. 5:17, 18, 21, 22, 27, 28; Luka 4:16-20) Mfe pii ansa na Yesu refi ne som adwuma ase no, na watie Onyankopɔn Asɛm akenkan no mpɛn pii. Sɛ Yesu wɔ fie a, ɛnyɛ dɛn ara a na Yesu bɛte sɛ Maria ne Yosef afa Kyerɛwnsɛm no mu asɛm reka. (Deut. 6:6, 7) Afei nso, Homeda biara na Yesu ne n’abusua kɔ hyiadan mu. (Luka 4:16) Sɛ ɔkɔ hɔ na wɔrekenkan Kyerɛwnsɛm no a, ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ aso tie no yiye. w23.02 8 ¶1-2
Benada, July 30
‘Ɛsɛ sɛ wodɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’—Mar. 12:30.
Nea enti a wodɔ Yehowa no dɔɔso. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, woabɛte ase sɛ ɔno na ‘nkwa fi no,’ na ɔno na ɔde “akyɛde pa ne akyɛde a edi mu biara” ma yɛn. (Dw. 36:9; Yak. 1:17) Adepa biara a wowɔ no, yɛn Nyankopɔn a ne yam ye, na ɔdɔ yɛn no na ɔde ama wo. Agyede no yɛ akyɛde a ɛsom bo a Yehowa de ama yɛn. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Yɛnhwɛ ayɔnkofa a ɛda Yehowa ne ne Ba no ntam. Yesu kaa sɛ: “Agya no dɔ me” na “medɔ Agya no.” (Yoh. 10:17; 14:31) Bere a wɔtena boom mfe ɔpepepem pii no, ɛmaa wɔn dɔ no mu yɛɛ den paa. (Mmeb. 8:22, 23, 30) Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yehowa dii yaw bere a ɔmaa ne Ba no behuu amane na owui no. Yehowa dɔ nnipa paa, enti ofii ne pɛ mu de ne Dɔba no bɔɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wo ne afoforo betumi atena ase daa. (Yoh. 3:16; Gal. 2:20) Wei ne ade titiriw paa a enti ɛsɛ sɛ wodɔ Onyankopɔn. w23.03 4-5 ¶11-13
Wukuda, July 31
Munkura nea mowɔ no mu denneennen.—Adi. 2:25.
Ɛsɛ sɛ yɛpo awaefo nkyerɛkyerɛ. Yesu kaa ebinom a na wɔwɔ Pergamo asafo mu no anim, efisɛ na wɔde mpaapaemu ba. (Adi. 2:14-16) Tiatira asafo no mufo a wɔtwee wɔn ho fii “Satan nneɛma a emu dɔ” ho no, Yesu kamfoo wɔn, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ ‘wonkura’ nokware no mu “denneennen.” (Adi. 2:24-26) Kristofo a na wɔayɛ mmerɛw wɔ saa nsafo no mu a na wodi atoro nkyerɛkyerɛ akyi no, na ehia sɛ wɔsakra. Yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ɛ? Nkyerɛkyerɛ biara a ɛne Yehowa de nhyia no, ɛsɛ sɛ yɛpo. Wohwɛ awaefo a, anhwɛ a “wobɛka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔmmɔ wɔn bra sɛnea Onyankopɔn pɛ.” (2 Tim. 3:5) Sɛ yɛyɛ nkurɔfo a yɛyere yɛn ho sua Onyankopɔn Asɛm a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebehu atoro nkyerɛkyerɛ na yɛapo. (2 Tim. 3:14-17; Yuda 3, 4) Ɛho hia sɛ yɛma yɛn som sɔ Yehowa ani. Sɛ yɛreyɛ biribi a ebetumi agu yɛn som ho fi a, ɛnsɛ sɛ yɛtenatena ho koraa; ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden gyae.—Adi. 2:5, 16; 3:3, 16. w22.05 4 ¶9; 5 ¶11