August
Yawda, August 1
Wɔkyerɛw nkae nhoma bi wɔ n’anim. Ɛfa wɔn a wosuro Yehowa ne wɔn a wodwinnwen ne din ho no ho.—Mal. 3:16.
Wɔn a wɔn anom kasa ma ɛda adi sɛ wosuro Yehowa, na wodwinnwen ne din ho no, wunim nea enti a Yehowa bɛkyerɛw wɔn din wɔ ne “nkae nhoma” mu no? Yɛn anom kasa na ɛkyerɛ nea ɛwɔ yɛn komam. Yesu kaa sɛ: “Nea ayɛ koma mã no na ano ka.” (Mat. 12:34) Yehowa pɛ sɛ wɔn a wɔdɔ no no tena ase daa wɔ wiase foforo no mu, na wɔn ani gye. Yɛn anom nsɛm na ɛbɛkyerɛ sɛ Yehowa begye yɛn som atom anaa ɔrennye ntom. (Yak. 1:26) Wɔn a wɔnnɔ Onyankopɔn no, ebinom kasa abufuw ne ahantan so, na wɔn ano yɛ yaw. (2 Tim. 3:1-5) Nnipa a wɔte saa de, yɛmpɛ sɛ yesuasua wɔn. Yɛasi yɛn bo sɛ, yɛde yɛn anom kasa beyi Yehowa ayɛ. Sɛ yɛwɔ Kristofo nhyiam ase anaa yɛwɔ asɛnka mu a, ebia yɛka kasadɛ kyerɛ nkurɔfo, nanso sɛ yebedu fie a obiara nhu yɛn a, ebia wobɛhwɛ na yɛde abufuw rekekaw mu gu yɛn abusuafo so. Yɛyɛ saa a, wohwɛ a Yehowa ani begye yɛn ho?—1 Pet. 3:7. w22.04 5 ¶4-5
Fida, August 2
Eyinom bɛtan tuutuuni no na wɔayɛ no pasaa na wɔama wada adagyaw, na wobedi ne nam na wɔde ogya ahyew no dwerɛbee.—Adi. 17:16.
Onyankopɔn na ɔde saa nsusuwii no bɛhyɛ mmɛn du ne akekaboa no komam sɛ wɔnsɛe Babilon Kɛse no. Ampa, Yehowa bɛkanyan amanaman no, na wɔnam akekaboa kɔkɔɔ a ogyina hɔ ma Amanaman Nkabom no so, atow ahyɛ atorosom nyinaa so ayɛ no defedefe. (Adi. 18:21-24) Wei fa yɛn ho sɛn? Ɛsɛ sɛ yɛn ‘som ho tew a efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ani so.’ (Yak. 1:27) Babilon Kɛse no atoro nkyerɛkyerɛ, n’abosonsom afahyɛ, ɔbrafĩ a abu so wom, ne ahonhonsɛm a ɛkɔ so wom no, ɛnsɛ sɛ yɛma emu biara nya yɛn so nkɛntɛnso da! Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ, ‘womfi ne mu’ sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn remmu wɔn sɛ wɔka ne bɔne no ho.—Adi. 18:4. w22.05 11 ¶17; 14 ¶18
Memeneda, August 3
Mɛka Yehowa dɔ a enni huammɔ akyerɛ.—Yes. 63:7.
Awofo, mo ara monhwehwɛ akwan a mobɛfa so akyerɛkyerɛ mo mma Yehowa ho ade. Afei nso, monka nneɛma pa bebree a wayɛ ama mo no ho asɛm nkyerɛ wɔn. (Deut. 6:6, 7) Ɛho hia paa sɛ moyɛ wei, ɛnkanka bere a ɛsono ɔsom a wowom na ɛsono wo hokafo nso de, na wuntumi ne wo mma nsua ade daa wɔ fie no. Onuawa bi a ne din de Christine ka sɛ: “Ná ɛyɛ den paa sɛ menya hokwan akyerɛkyerɛ me mma no Yehowa ho ade.” Bio nso, ka Yehowa ahyehyɛde no ne wo nuanom Kristofo ho asɛm pa. Nkasa ntia asafo mu mpanyimfo no. Nea wobɛka afa wɔn ho no na ɛbɛkyerɛ sɛ, sɛ wo mma hia mmoa a, wɔbɛkɔ wɔn hɔ anaa wɔrenkɔ. Momma asomdwoe ntena mo abusua mu. Taa ma wo kunu ne wo mma nhu sɛ wodɔ wɔn. Sɛ woreka wo kunu ho asɛm a, ma ɛnna adi sɛ wubu no, na kyerɛkyerɛ wo mma nso ma wɔnyɛ saa ara. Woyɛ saa a, ɛbɛma asomdwoe aba w’abusua mu, na ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo mma sɛ wobesua Yehowa ho ade.—Yak. 3:18. w22.04 18 ¶10-11
Kwasida, August 4
Minim wo nnwuma.—Adi. 3:1.
Asɛm a Yesu soma ma wɔde kɔmaa asafo a ɛwɔ Efeso no ma yehu sɛ, ɔhaw a na wɔrehyia nyinaa akyi no, na wogu so de animia resom Yehowa. Ɛno mpo no, na wɔama ɔdɔ a wɔwɔ kan no atew kɔ. Ná ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn dɔ no mu gya, anyɛ saa a, wɔn som rensɔ Yehowa ani. Ɛnnɛ nso, ehia sɛ yemia yɛn ani som Yehowa, nanso adwempa na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ saa. Ɛnyɛ nea yɛyɛ nko ara na Onyankopɔn ani gye ho, mmom ɔhwɛ adwene a yɛde yɛ nso. Adwene a yɛde som Yehowa ho hia no, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔdɔ kann ne anisɔ a yɛwɔ ma no no na ɛkanyan yɛn ma yɛsom no. (Mmeb. 16:2; Mar. 12:29, 30) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so wɛn na yɛma yɛn ani da hɔ. Ná ɛsono Sardi asafo no mufo haw. Ɛwom sɛ kan no na wɔbɔ hyew wɔ Nyankopɔn som mu, nanso afei de na wɔretɔ nko. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wonnyan.’ (Adi. 3:1-3) Ɛyɛ ampa sɛ Yehowa werɛ remfi yɛn adwuma.—Heb. 6:10. w22.05 3 ¶6-7
Dwoda, August 5
Adwumaden biara so wɔ mfaso.—Mmeb. 14:23.
Anigye a yenya fi adwumaden mu no, Solomon kaa sɛ ɛyɛ “Onyankopɔn akyɛde.” (Ɔsɛnk. 5:18, 19) Ná Solomon nim nea ɔreka. Ná ɔyɛ adwuma ankasa! Osisii adan, ɔyeyɛɛ bobefuw, na ɔyeyɛɛ nturo ne atare. Afei nso, ɔkyekyee nkurow. (1 Ahe. 9:19; Ɔsɛnk. 2:4-6) Ná weinom nyinaa yɛ adwumaden, na ɛmaa Solomon nyaa akomatɔyam paa. Nanso na Solomon nim sɛ, sɛ n’anigye bewie pɛyɛ a, gye sɛ ɔyɛ biribi ka ho. Ɛne sɛ ɔbɛma n’ani aku Yehowa som ho. Ɛno nti, ɔyɛɛ nneɛma pii wɔ Yehowa som mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔhwɛ ma wosii asɔrefie fɛfɛɛfɛ bi a wɔde bɛsom Yehowa. Saa asɔrefie no, edii mfe mmaako mmaako nson ansa na wɔresi awie! (1 Ahe. 6:38; 9:1) Solomon yɛɛ ɔno ara ne nnwuma, ɛnna ɔyɛɛ Onyankopɔn som mu adwuma nso. Bere a ɔhwɛɛ ne mmienu nyinaa no, ohui sɛ nea ehia paa sɛ onipa yɛ ne sɛ ɔbɛsom Yehowa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Asɛm no awiei, nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro nokware Nyankopɔn no na di ne mmara nsɛm so.”—Ɔsɛnk. 12:13. w22.05 22 ¶8
Benada, August 6
Onyankopɔn nam Kristo so yii ne yam de mo bɔne kyɛɛ mo.—Efe. 4:32.
Yɛhwɛ Bible mu a, yehu nnipa pii a Yehowa yii ne yam de wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. Wɔn mu hena na ne ho asɛm aba wo tirim? Ebia woakae Ɔhene Manase. Saa onipabɔnefo no yɛɛ nneɛma bɔne bebree de hyɛɛ Yehowa abufuw. Odii abosonsom mu akoten paa. Okunkum ɔno ara ne mma de wɔn bɔɔ afɔre maa abosom. Ɔsen ohoni bi mpo de kosii Yehowa asɔrefie kronkron hɔ pɛɛ. Bible ka ne ho asɛm sɛ: “Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuw.” (2 Be. 33:2-7) Nanso bere a Manase fii ne komam nuu ne ho no, Yehowa de kyɛɛ no korakora. (2 Be. 33:12, 13) Ebia Ɔhene Dawid nso ho asɛm aba wo tirim. Ɔyɛɛ bɔne akɛse tiaa Yehowa. Ebi ne sɛ ɔsɛee aware san dii awu. Nanso bere a Dawid fii ne komam nuu ne ho, na ogyee ne mfomso toom no, Yehowa de kyɛɛ ɔno nso. (2 Sam. 12:9, 10, 13, 14) Ampa, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ. w22.06 3 ¶7
Wukuda, August 7
Munnya abotare; monhyɛ mo koma den.—Yak. 5:8.
Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛhyɛ yɛn anidaso mu den. Ebia yɛbɛte nka sɛ Onyankopɔn rekyɛ wɔ ne bɔhyɛ ho. Nanso kae sɛ, sɛnea yebu bere no, ɛnyɛ saa na Yehowa bu no, efisɛ ɔno de, ɔwɔ hɔ daa. (2 Pet. 3:8, 9) Nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, ɔbɛyɛ no ɔkwan a ɛfata paa so, nanso ebia ɔrenyɛ no bere a yɛhwɛ kwan. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahyɛ yɛn anidaso mu den, bere a yɛde ntoboase retwɛn ama Onyankopɔn bɔhyɛ abam no? (Yak. 5:7) Kɔ so bata Yehowa ho; ɔno na ɔbɛma yɛn anidaso abam. Nokwasɛm ne sɛ, Bible ma yehu sɛ anidaso ne gyidi wɔ twaka. Ɛne sɛ, yebetumi anya anidaso a, ɛsɛ sɛ yegye di sɛ Yehowa wɔ hɔ, “na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.” (Heb. 11:1, 6) Sɛ yegye di paa sɛ Yehowa wɔ hɔ a, yebenya awerɛhyem a emu yɛ den sɛ ne bɔhyɛ biara bɛba mu. Sɛ yebetumi ahyɛ yɛn anidaso no mu den a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae na yɛkenkan n’Asɛm no. Ɛwom sɛ yenhu Yehowa, nanso yebetumi abɛn no. Yebetumi abɔ no mpae, a yɛwɔ awerɛhyem sɛ obetie yɛn.—Yer. 29:11, 12. w22.10 26-27 ¶11-13
Yawda, August 8
Hiob fii ase kasae, na ɔdomee da a wɔwoo no no.—Hiob 3:1.
Wo de hwɛ sɛ Hiob te nsõ mu, na daa ɔte yaw wɔ ne nipaduam a ennyae da. (Hiob 2:8) Ne nnamfo no tu wɔn ano gu no so sɛ onni suban, na wɔyɛ nea wobetumi nyinaa sɛ wɔbɛsɛe ne din. Sɔhwɛ a na ɔrefa mu no, na ɛte sɛ adesoa bi a ɛrebu ne kɔn mu, na na ne mma no wu ho awerɛhow ama ne koma abubu. Mfiase no, Hiob ankasa. (Hiob 2:13) Sɛ Hiob nnamfo no faa no sɛ wayɛ komm nti, ɔbɛdan n’akyi akyerɛ ne Bɔfo no a, ɛnde na wodii mfomso paa. Eduu baabi no, ɛbɛyɛ sɛ Hiob maa ne ti so hwɛɛ ne nnamfo no anim kaa sɛ: “Mɛkɔ so ama m’abrabɔ adi mu akosi sɛ mewu!” (Hiob 27:5) Hiob amanehunu bebrebe no nyinaa akyi no, dɛn na ɛboaa no ma onyaa akokoduru gyinaa mu? Bere a na n’aba mu abu paa a ɔyɛ ne ho hwee a ɛnyɛ yiye mpo no, n’anidaso ansa da; ɔde n’ani too ne Nyankopɔn a ɔdɔ no no so sɛ nea ɛbɛyɛ biara a, ɔbɛma ne ho atɔ no. Ná onim sɛ, sɛ owu mpo a, Yehowa benyan no.—Hiob 14:13-15. w22.06 22 ¶9
Fida, August 9
Enti mommɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’Ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ.”—Mat. 6:9, 10.
Yɛanya hokwan kɛse bi. Ɛne sɛ, yebetumi abɔ ɔsoro ne asaase Bɔfo no mpae. Wo de hwɛ oo, yebetumi aka yɛn komam asɛm akyerɛ Yehowa bere biara wɔ kasa biara mu. Sɛ yɛda yare mpa so wɔ ayaresabea oo, yɛda afiase oo, yebetumi abɔ yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no mpae, a yɛwɔ awerɛhyem sɛ obetie yɛn. Yemmu saa hokwan yi adewa. Ɔhene Dawid ani sɔɔ hokwan a onya de bɔɔ mpae no. Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Ma me mpaebɔ nyɛ sɛ aduhuam a wɔafra no yiye de aba w’anim.” (Dw. 141:1, 2) Dawid bere so no, aduhuam kronkron a na asɔfo no de di dwuma no, na wɔto wɔn bo ase fra no yiye paa. (Ex. 30:34, 35) Ka a Dawid kaa aduhuam ho asɛm no kyerɛ sɛ, nsɛm a na ɔpɛ sɛ ɔka kyerɛ ne soro Agya no, na ɔpɛ sɛ osusuw ho kɔ akyiri. Yɛn nso, nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ paa no no. Yɛpɛ sɛ yɛn mpaebɔ sɔ Yehowa ani. w22.07 20 ¶1-2; 21 ¶4
Memeneda, August 10
“Me na mitua bɔne so ka; me ara metua ka,” Yehowa na waka.—Rom. 12:19.
Yehowa na otua bɔne so ka. Yehowa mmaa yɛn kwan sɛ, sɛ obi yɛ yɛn bɔne a, yentua no so ka. (Rom. 12:20, 21) Esiane sɛ sintɔ wɔ yɛn ho nti, nea ɛwom ara ne sɛ, yɛrentumi nhu asɛm bi ani so yiye mmu atɛn sɛnea Onyankopɔn bɛyɛ no. (Heb. 4:13) Afei nso, ɛtɔ da a, yegyina sɛnea yɛte nka so na ebu atɛn. Wei ma ɛyɛ den sɛ yebebu atɛntrenee. Yehowa nam Yakobo so kaa sɛ: “Onipa abufuw nna Onyankopɔn trenee adi.” (Yak. 1:20) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, Yehowa bɛyɛ nea ɛteɛ, na sɛ ɛkyɛ kyɛ sɛ dɛn mpo a, ɔbɛhwɛ ama atɛntrenee ayɛ adwuma. Sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso sɛ obebu atɛntrenee. Sɛ yɛwɔ ahotoso sɛ asɛm biara mu no, Yehowa bebu atɛntrenee a, ɛkyerɛ sɛ, ɔhaw biara a bɔne akɔfa aba no, yegye di sɛ obeyi afi hɔ. Wiase foforo a ɔde ahyɛ yɛn bɔ no mu no, ɛyaw biara a yɛafa mu no, ‘yɛrenkae na ɛremma komam bio.’—Yes. 65:17. w22.06 10-11 ¶11-12
Kwasida, August 11
Me din nti aman nyinaa bɛtan mo.—Mat. 24:9.
Sɔre a nkurɔfo sɔre tia yɛn no kyerɛ sɛ yɛreyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. (Mat. 5:11, 12) Ɔbonsam na opiapia nkurɔfo ma wɔsɔre tia yɛn. Nanso ɔrentumi nnyina Yesu anim ketekete mpo! Yesu mmoa so nti, yɛreka asɛmpa no wɔ aman nyinaa mu. Momma yɛnhwɛ adanse a ɛkyerɛ saa. Ɔhaw foforo a yɛn a yɛka Ahenni ho asɛmpa no hyia ne sɛ, wɔn a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no, bebree wɔ hɔ a, ɛsono kasa a wɔka. Adiyisɛm a Yesu de maa ɔsomafo Yohane no, ɔmaa emu daa hɔ sɛ, yɛn bere yi so no, saa ɔhaw no renyɛ osiakwan. (Adi. 14:6, 7) Ɔkwan bɛn so? Ɛne sɛ, seesei yɛreka Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ nnipa bebree, na wɔn a wɔpɛ no retie gu aso pa mu. Ɛnnɛ, nnipa a ɛwɔ wiase baabiara tumi kan asafo nhoma no bi wɔ jw.org wɛbsaet hɔ, efisɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ no, ɛwɔ kasa bɛboro 1,000 mu! Nhoma titiriw a yɛne nkurɔfo sua a ɛne Wubetumi Anya Anigye Daa! no, Akwankyerɛ Kuw no apene so ma wɔakyerɛ ase kɔ kasa bɛboro 700 mu! w22.07 9 ¶6-7
Dwoda, August 12
Afotufo dodow na ɛma nneɛma kɔ yiye.—Mmeb. 11:14.
Yesu nyaa tema maa nkurɔfo. Ɔsomafo Mateo kaa sɛ: “Bere a ohuu nnipadɔm no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔayɛ sɛ nguan a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ a wonni hwɛfo.” (Mat. 9:36) Yehowa nso ɛ, ɔte nka sɛn? Yesu kaa sɛ: “M’Agya a ɔwɔ soro no ani nnye ho sɛ nkumaa yi mu baako mpo bɛyera.” (Mat. 18:14) Hwɛ sɛnea asɛm yi ka koma! Sɛ yehu Yesu yiye a, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no nso yɛ kɛse. Anuanom a ɛwɔ asafo no mu a wɔn ho akokwaw no, sɛ wo ne wɔn bɔ na wuhu wɔn yiye a, ebetumi aboa ama woada ɔdɔ kɛse adi akyerɛ anuanom nyinaa, na woanya nkɔso. Ɛyɛ a hwɛ anigye a wɔwɔ no. Wonnuu wɔn ho sɛ wosii gyinae sɛ wɔbɛsom Yehowa. Osuahu a wɔanya wɔ Yehowa som mu no, ma wɔnka bi nkyerɛ wo. Sɛ wopɛ sɛ wusi gyinae bi a ɛho hia a, kogye wɔn hɔ afotu. Ade yi, “afotufo dodow na ɛma nneɛma kɔ yiye.” w22.08 3 ¶6-7
Benada, August 13
Yehowa ani wɔ atreneefo so.—1 Pet. 3:12.
Ɛnyɛ dɛn ara a sɔhwɛ bi bɛto yɛn mu biara. Nanso, sɛ yehyia sɔhwɛ bi a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ ɛbɛka yɛn nko ara. Yehowa te sɛ agya a ɔdɔ ne mma, enti daa ɔhwɛ yɛn so. Ɔka yɛn ho, na wayɛ krado sɛ obetie yɛn sufrɛ na waboa yɛn. (Yes. 43:2) Yegye di sɛ amanehunu biara a yebehyia no, yebetumi agyina mu, efisɛ Yehowa ayi ne yam ama yɛn biribiara a ɛbɛboa yɛn. Wama yɛn hokwan a yɛde bɔ no mpae, wama yɛn Bible, ne honhom fam aduan pii. Afei nso, wama yɛn anuanom a wɔboa yɛn wɔ ahohia bere mu. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛn soro Agya no hwɛ yɛn so! “Ne mu na yɛn koma di ahurusi.” (Dw. 33:21) Nhyehyɛe a Yehowa de agu akwan mu a ɛboa yɛn no, sɛ yɛde ne nyinaa yɛ adwuma a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ sɛnea ɔhwɛ yɛn so no. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ yɛn fam de na ama Yehowa akɔ so ahwɛ yɛn so. Wei kyerɛ sɛ, sɛ yɛkɔ so yɛ nea yebetumi biara tie Yehowa na yɛyɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so a, ɔbɛhwɛ yɛn so daa! w22.08 13 ¶15-16
Wukuda, August 14
W’asɛm nyinaa yɛ nokware.—Dw. 119:160.
Ɛnnɛ, nnipa bebree nhu nea wɔnnye no nni. Ɛyɛ wɔn sɛ amanyɔfo, nyansahufo ne aguadifo a wɔde wɔn werɛ ahyɛ wɔn mu no, ɛnyɛ bere nyinaa na wɔdwen wɔn ho. Afei nso, wɔnni obu papa biara ma Kristoman asɔfo no. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ wɔnnye Bible no nni; Bible a saa asɔfo no kyerɛ sɛ wɔde bɔ wɔn bra no. Yɛn Yehowa asomfo de, yegye di sɛ Yehowa ne “nokware Nyankopɔn” no, na bere nyinaa ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye. (Dw. 31:5; Yes. 48:17) Yenim sɛ nea yɛkenkan wɔ Bible mu no, yebetumi agye adi. Bible ho ɔbenfo bi kaa sɛ: “Asɛm biara a Onyankopɔn aka no, atoro ketekete mpo nnim, na biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ebedi huammɔ. Onyankopɔn nkurɔfo betumi agye asɛm biara a ɔka adi, efisɛ wɔgye Onyankopɔn a ɔkaa saa asɛm no di.” Yɛne no yɛ adwene. w23.01 2 ¶1-2
Yawda, August 15
Momma obiara nnwen ne yɔnko ho.—Heb. 10:24.
Sɛ yɛboa yɛn nuanom ma wɔn gyidi yɛ den a, ɛhyɛ wɔn den. Ebinom wɔ hɔ a, wɔn a wɔnyɛ Adansefo di wɔn ho fɛw. Afoforo nso, yare a emu yɛ den reteetee wɔn. Ebinom nso, obi ayɛ wɔn ade ma ayɛ wɔn yaw paa; wɔpɛ sɛ wɔde kyɛ, nanso ɛnna fam. Afoforo nso atwɛn ara sɛ wiase yi bɛba awiei nso ɛmmae. Tebea a ɛtete saa nyinaa betumi asɔ Kristofo gyidi ahwɛ. Kristofo a na ɛwɔ asomafo no bere so no, wɔn nso hyiaa ɔhaw a ɛtete saa. Ɔsomafo Paul de Kyerɛwnsɛm no hyɛɛ ne nuanom gyidi den. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no, na ebinom abusuafo kyerɛ sɛ Yudasom yɛ papa sen Kristosom. Ɛno nti, ɛbɛyɛ sɛ na saa Kristofo no nhu nea wɔnka. Yegye di paa sɛ, krataa a Paul kyerɛw kɔmaa Hebrifo no hyɛɛ saa Kristofo no gyidi den. (Heb. 1:5, 6; 2:2, 3; 9:24, 25) Nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom a Paul de maa wɔn no, na wobetumi de abɔ akasatiafo no nsɛm no agu. w22.08 23-24 ¶12-14
Fida, August 16
Nhyira ne ɔbarima a ɔde ne ho to Yehowa so.—Yer. 17:7.
Nnipa a ɛwɔ Satan wiase yi mu nhu nea wonnye no nni. Daa, aguadifo, amanyɔfo ne nyamesom akannifo di wɔn huammɔ. Wɔn nnamfo, wɔn a wɔte bɛn wɔn anaa wɔn abusuafo mpo, ɛyɛ den sɛ wobegye wɔn adi. Ɛnsɛ sɛ wei yɛ yɛn nwanwa. Bible hyɛɛ nkɔm sɛ: ‘Awiei mmere no mu no, nnipa bedi nkurɔfo huammɔ, wɔbɛsɛe nkurɔfo din, na wobeyi nkurɔfo ama.’ Wei kyerɛ sɛ, nnipa besuasua wiase yi nyame a ɔne nokware abɔ nsianho no. (2 Tim. 3:1-4; 2 Kor. 4:4) Yɛn Kristofo de, yenim sɛ Yehowa paa na yebetumi agye no adi. Yegye di sɛ ɔdɔ yɛn, na ‘ɔrennyaw ne nnamfo da.’ (Dw. 9:10) Yebetumi agye Kristo Yesu nso adi, efisɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn. (1 Pet. 3:18) Afei nso, Bible mu asɛm a yɛde ayɛ adwuma wɔ yɛn asetenam no ama yɛahu sɛ Bible betumi akyerɛ yɛn kwan yiye.—2 Tim. 3:16, 17. w22.09 2 ¶1-2
Memeneda, August 17
Anigye ne obiara a osuro Yehowa, na ɔnantew n’akwan so.—Dw. 128:1.
Anigye a edi mu de, ɛnyɛ anigye a ɛba nnɛ a, ɔkyena na atew kɔ. Sɛ obi wɔ anigye a edi mu a, n’ani tumi gye afebɔɔ. Adɛn nti na yɛreka saa? Yesu kaa wɔ ne Bepɔw So Asɛnka no mu sɛ: “Anigye ne wɔn a wohu sɛ wohia Onyankopɔn akwankyerɛ.” (Mat. 5:3) Ná Yesu nim sɛ Yehowa Nyankopɔn, yɛn Bɔfo no, de atenka a emu yɛ den adua nnipa mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu no, na yɛasom no. Wei nti na yehia “Onyankopɔn akwankyerɛ.” Afei nso, esiane sɛ Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn” nti, wɔn a wɔsom no no ani betumi agye. (1 Tim. 1:11) Ɛsɛ sɛ biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ yɛn asetena mu ansa na yɛn ani atumi agye anaa? Daabi. Yesu bepɔw so asɛnka no mu no, ɔkaa sɛ “wɔn a wodi awerɛhow” mpo ani betumi agye. “Wɔn a trenee nti wɔtan wɔn ani” no, Yesu kaa sɛ wɔn nso ani betumi agye. (Mat. 5:4, 10, 11) Ná Yesu rekyerɛkyerɛ yɛn sɛ, ɛnyɛ sɛ biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ yɛn asetena mu a na ɛbɛma yɛn ani agye, na mmom gye sɛ yehu sɛ yehia Onyankopɔn akwankyerɛ, na yetwiw bɛn no.—Yak. 4:8. w22.10 6 ¶1-3
Kwasida, August 18
Onipa a ne nhumu dɔɔso de, ɔka n’ano tom.—Mmeb. 11:12.
Nhumu bɛboa Kristoni ama wahu ‘bere a ɛsɛ sɛ ɔyɛ komm, ne bere a ɛsɛ sɛ ɔkasa.’ (Ɔsɛnk. 3:7) Aman bi so no, wɔtaa ka sɛ: “Kasa yɛ dwetɛ, na kommyɛ yɛ sika kɔkɔɔ.” Nea wei kyerɛ ne sɛ, ɛtɔ da a, eye koraa sɛ yɛbɛyɛ komm sen sɛ yɛbɛkasa. Hwɛ nhwɛso bi. Ɛyɛ a wɔtaa ma asafo mu panyin bi a ne ho akokwaw kɔboa nsafo bi a wɔrehyia ɔhaw. Asafo mu panyin foforo kaa saa ɔpanyin yi ho asɛm sɛ, “Bere nyinaa, ɔhwɛ yiye paa sɛ ɔrenyi nsafo a ɔreboa wɔn no kokoam nsɛm adi.” Nhumu a saa asafo mu panyin yi wɔ nti, mpanyimfo a wɔne no wɔ asafo mu no bu no paa. Wogye di sɛ ɔrenyi wɔn kokoam nsɛm adi. Yɛka nokware a, ɛno nso tumi ma afoforo gye yɛn di. Yegye obi a ɔka nokware di, efisɛ yenim sɛ bere nyinaa, ɔbɛka nokware.—Efe. 4:25; Heb. 13:18. w22.09 12 ¶14-15
Dwoda, August 19
Nyansa ne nhumu ne afotu biara nni hɔ a ebetumi ne Yehowa adi asi.—Mmeb. 21:30.
Sɛ nyansa “teɛm wɔ mmorɔn so” a, nnipa pii bu nnua gu wɔn asom. (Mmeb. 1:20) Bible ma yehu sɛ nnipakuw mmiɛnsa na wɔpo nyansa. Wɔne: “agyimifo,” “fɛwdifo,” ne “nkwaseafo.” (Mmeb. 1:22-25) “Agyimifo” ne wɔn a wɔn nimdeɛ sua; ɛnkyɛ na wɔagye biribiara adi anaa wɔadaadaa wɔn. (Mmeb. 14:15, ase hɔ asɛm) Wo de, yɛnhwɛ nnipa ɔpepem pii a nyamesom akannifo anaa amanyɔfo redaadaa wɔn no. Ebinom hu sɛ saa akannifo yi adaadaa wɔn a, wɔn ho tumi dwiriw wɔn paa. Nanso agyimifo a Mmebusɛm 1:22 ka wɔn ho asɛm no de, wɔn ara na ɛpɛ no saa. (Yer. 5:31) Wɔmpɛ sɛ wobehu nea Bible ka mpo na wɔde ayɛ adwuma. Wɔn a wɔahyɛ da sɛ wɔmpɛ sɛ wohu nokwasɛm no, yɛmpɛ sɛ yesuasua wɔn koraa!—Mmeb. 1:32; 27:12. w22.10 19 ¶5-7
Benada, August 20
Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nhyehyɛe nyinaa.—1 Pet. 2:13.
Onyankopɔn ahyehyɛde no ma yɛn akwankyerɛ a ɛbɔ yɛn ho ban. Wɔtaa ka kyerɛ yɛn sɛ, fon nɔma a yɛwɔ no mprempren no, yɛmfa mma asafo mu mpanyimfo no, na sɛ asɛm bi si mpofirim a wɔatumi ne yɛn adi nkitaho. Afei nso, wɔtumi ma yɛn akwankyerɛ sɛ yɛnhyɛ baabi kakra anaa yemfi baabi a yɛwɔ no. Bio nso, sɛ atoyerɛnkyɛm si a, wɔtumi kyerɛ yɛn nea yɛyɛ a yebenya mmoa, sɛnea yɛbɛboa afoforo ne bere a ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn. Sɛ yɛanni akwankyerɛ a ɛte saa so a, yebetumi de yɛne mpanyimfo a ɛhwɛ yɛn so no nkwa ato asiane mu. (Heb. 13:17) Anuanom bebree a atoyerɛnkyɛm anaa basabasayɛ a ɛrekɔ so wɔ wɔn man mu nti, wɔatu afi baabi a wɔwɔ no, wɔabehu sɛ mmere adane, enti wɔn nso ayɛ nea wɔbetumi biara adane wɔn ho bi. Wei nti, wɔreyɛ pii wɔ Yehowa som mu. Wɔte sɛ tete Kristofo a ɔsɔretia nti wɔbɔ hwetee no; wɔkɔ so ‘ka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmpa.’ (Aso. 8:4) Sɛ́ anka wɔde wɔn adwene besi ɔhaw a wɔakɔ mu no so no, asɛnka adwuma no boa wɔn ma wɔde wɔn adwene si Ahenni no so. Wei nti, wɔda so ara wɔ anigye ne asomdwoe. w22.12 19 ¶12-13
Wukuda, August 21
Yehowa wɔ m’afã; merensuro.—Dw. 118:6.
Yɛn mu biara som bo ma Yehowa. Ansa na Yesu resoma n’asomafo no ma wɔakɔka asɛm no, ɔboaa wɔn ma wɔhui sɛ ɛnsɛ sɛ wɔsuro wɔn a wɔbɛsɔre atia wɔn no. (Mat. 10:29-31) Ɔyɛɛ no sɛn? Ɔkaa nkasanoma ho asɛm; na wɔyɛ nnomaa a wɔnyɛ na wɔ Israel. Yesu bere so no, na nkurɔfo mmu saa nnomaa no. Nanso ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Wɔn mu baako mpo ntɔ fam a mo Agya renhu.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Mo ho hia sen nkasanoma bebree.” Yesu nam wei so maa n’asuafo no awerɛhyem sɛ wɔn mu biara som bo ma Yehowa, enti ɛnsɛ sɛ wɔsuro ɔsɔretia. Sɛ Yesu asuafo no reka asɛm no wɔ nkurow mu ne nkuraase na wɔhu nkasanoma a, ɔkwan biara so na wɔbɛkae asɛm a Yesu kae no. Enti bere biara a wubehu anomaa ketewa bi no, kae sɛ wosom bo ma Yehowa, efisɛ wo nso, wo “ho hia sen nkasanoma bebree.” Sɛ nkurɔfo sɔre tia wo a, esiane sɛ Yehowa ka wo ho nti, woremmɔ hu. w23.03 18 ¶12
Yawda, August 22
Moama Farao ne ne nkoa bo afuw yɛn, na mode sekan ahyɛ wɔn nsam sɛ wɔmfa nkunkum yɛn.—Ex. 5:21.
Ɛtɔ da a, yetumi kɔ ahokyere mu. Yɛn abusuafo tumi sɔre tia yɛn, anaa yɛn adwuma tumi fi yɛn nsa. Sɛ ahokyere tena yɛn so kyɛ a, yɛn anidaso betumi asa ama yɛn abam abu. Satan hu no saa a, ɔfa no sɛ ɛyɛ akwannya a ɔde bɛma yɛanya adwene sɛ Yehowa nnɔ yɛn. Ɔbonsam pɛ sɛ yenya adwene sɛ ɔhaw a yɛrehyia no fi Yehowa anaa n’ahyehyɛde no. Biribi saa too Israelfo no bi bere a na wɔwɔ Egypt no. Ahyɛase no de, na wogye di sɛ Yehowa na ɔsomaa Mose ne Aaron sɛ wommegye wɔn mfi nkoasom mu. (Ex. 4:29-31) Nanso akyiri yi a Farao maa asetena yɛɛ den maa wɔn no, wɔbɔɔ Mose ne Aaron sobo sɛ wɔn na wɔakɔfa ɔhaw abɛto wɔn so. (Ex. 5:19, 20) Wɔbɔɔ Onyankopɔn asomfo anokwafo no sobo. Wei yɛ awerɛhosɛm paa! Sɛ ahokyere atena wo so akyɛ a, ka wo komam nsɛm kyerɛ Yehowa, na hwehwɛ mmoa fi ne hɔ. w22.11 15 ¶5-6
Fida, August 23
Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, bere no reba, na adu, sɛ awufo bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔayɛ aso atie no, wobenya nkwa.—Yoh. 5:25.
Yehowa ne Nkwamafo, na ɔwɔ tumi a ɔde benyan awufo. Ɔmaa odiyifo Elia tumi ma ɔde nyan okunafo a ofi Sarefat no babarima. (1 Ahe. 17:21-23) Akyiri yi, odiyifo Elisa nso, Onyankopɔn boaa no ma onyan Sunemni bea bi babarima. (2 Ahe. 4:18-20, 34-37) Saa owusɔre no ne owusɔre afoforo si so dua sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde benyan awufo. Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔma ɛdaa adi sɛ n’Agya ama no tumi. (Yoh. 11:23-25, 43, 44) Seesei Yesu wɔ soro, na Onyankopɔn de “ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa” ama no. Enti “wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa,” obenyan wɔn, na wɔanya hokwan a wɔde bɛtena ase daa.—Mat. 28:18; Yoh. 5:26-29. w22.12 5 ¶10
Memeneda, August 24
Israel fi de, wɔrentie wo, efisɛ wɔmpɛ sɛ wotie me.—Hes. 3:7.
Tie a nkurɔfo no antie Hesekiel no kyerɛ sɛ na wɔapo Yehowa. Kyerɛwsɛm a ɛnnɛ daa asɛm no gyina so no maa Hesekiel nyaa awerɛhyem sɛ, sɛ nkurɔfo no antie no a, ɛno nkyerɛ sɛ odiyifo adwuma a Yehowa de ahyɛ ne nsa no, wanyɛ no yiye. Yehowa san maa Hesekiel awerɛhyem sɛ, sɛ atemmusɛm a ɔkae no ba mu a, nkurɔfo no ‘behu sɛ odiyifo bi tenaa wɔn mu.’ (Hes. 2:5; 33:33) Yetumi hu sɛ saa awerɛkyekyesɛm no hyɛɛ Hesekiel den ma otumi kaa asɛm no. Yɛn nso, nim a yenim sɛ Yehowa na asoma yɛn no hyɛ yɛn den. Wadi yɛn ni sɛ ɔfrɛ yɛn ‘n’adansefo.’ (Yes. 43:10) Wei yɛ hokwan kɛse paa! Sɛnea Yehowa hyɛɛ Hesekiel nkuran sɛ “nsuro” no, saa ara na yɛn nso ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ: “Munnsuro.” (Hes. 2:6) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro wɔn a wɔsɔre tia yɛn? Sɛnea Yehowa somaa Hesekiel no, yɛn nso wasoma yɛn, na ɔtaa yɛn akyi.—Yes. 44:8. w22.11 3-4 ¶4-5
Kwasida, August 25
Ɔnokwafo de, ɔkata asɛm so.—Mmeb. 11:13.
Ɛnnɛ, yɛn ani sɔ paa sɛ yɛwɔ asafo mu mpanyimfo ne asomfo a yetumi de yɛn ho to wɔn so. Saa anuanom anokwafo yi hwɛ ma yɛn nsa ka nea yehia biara wɔ Yehowa som mu, na yɛda Yehowa ase paa sɛ ɔde wɔn ama yɛn! Ɛnde, nneɛma bɛn na yɛyɛ a ɛbɛma afoforo atumi de wɔn ho ato yɛn so? Yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo na yedwen wɔn yiyedi ho. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛfeefee wɔn nsɛm mu. Tete Kristofo asafo no mu no, na ebinom ‘di nseku de wɔn ho gyigye nkurɔfo nsɛm mu, na na wɔkeka nsɛm a ɛnsɛ sɛ wɔka.’ (1 Tim. 5:13) Yɛmpɛ sɛ yebesuasua wɔn. Nanso, yɛmfa no sɛ obi aka ne kokoam asɛm akyerɛ yɛn, na ɔmpɛ sɛ yɛbɛka ho asɛm akyerɛ obiara. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia onuawa bi aka ne yare bi anaa sɔhwɛ bi a ɔrehyia ho asɛm akyerɛ yɛn, na waka akyerɛ yɛn sɛ mma yɛnnka nnkyerɛ obiara. Ɛnde, ɛsɛ sɛ yetie no, na yɛma asɛm no ka yɛn tirim. w22.09 10 ¶7-8
Dwoda, August 26
Monsesa mo adwene mfa nyɛ mo ho foforo.—Rom. 12:2.
Greek asɛm a wɔakyerɛ ase, “monsesa mo adwene” no, wɔbetumi nso akyerɛ ase “monyɛ mo adwene foforo.” Enti ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛbɛyɛ nneɛma pa bi wɔ yɛn abrabɔ mu kɛkɛ. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu hu sɛnea yɛte ankasa, na yɛyɛ nsakrae biara a ehia sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de Yehowa mmara abɔ yɛn bra sɛnea ɛsɛ. Ɛnyɛ da koro pɛ na yɛbɛyɛ wei, mmom ɛsɛ sɛ yɛyɛ no daa. Sɛ bɔne ne sintɔ biara fi yɛn ho a, yebetumi ayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani wɔ biribiara mu. Nanso seesei a yɛtɔ sin yi de, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho yɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Hyɛ no nsow sɛ, Paul kaa wɔ Romafo 12:2 sɛ ehia sɛ yɛsesa yɛn adwene sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nea Onyankopɔn pɛ. Sɛ́ anka yebegyaagyaa yɛn ho ama wiase no akyerɛ yɛn kwan no, ɛsɛ sɛ yedi kan hwehwɛ yɛn mu hwɛ sɛ botae a yɛde sisi yɛn ani so ne gyinae a yesisi no, Onyankopɔn adwene na yɛde yɛ saa anaa. w23.01 8-9 ¶3-4
Benada, August 27
Dan w’adesoa to Yehowa so, na ɔbɛboa wo. Ɔremma ɔtreneeni nhwe ase da.—Dw. 55:22.
Nea ebesi wɔ yɛn abrabɔ mu biara no, Yehowa de ne ho gye mu anaa? Adebɔne biara a ebesi wɔ yɛn asetena mu no, wohwɛ a ɔde ne ho gye mu dan no ma ɛyɛ papa anaa? Daabi, Bible nkyerɛkyerɛ saa. (Ɔsɛnk. 8:9; 9:11) Nanso nea yenim ne sɛ: Sɛ yehyia sɔhwɛ a, Yehowa hu, na otie yɛn sufrɛ. (Dw. 34:15; Yes. 59:1) Nea ɛsen saa no, Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛagyina ɔhaw ano. Ɔbɛyɛ no sɛn? Ɔkwan baako a Yehowa fa so boa yɛn ne sɛ, mpɛn pii no, bere a yehia awerɛkyekye ne nkuranhyɛ paa no, ɔma yɛn nsa ka. (2 Kor. 1:3, 4) Wokae bere bi a na wuhia awerɛkyekye ne nkuranhyɛ paa wɔ w’asetena mu a Yehowa boaa wo maa wo nsa kae anaa? Mpɛn pii no, sɛ yefi sɔhwɛ bi mu fi na yɛhwɛ yɛn akyi a, ɛnna yehu sɛ Yehowa boaa yɛn paa. w23.01 17-18 ¶13-15
Wukuda, August 28
‘Akekaboa a na ɔwɔ hɔ nanso onni hɔ no bɛkɔ ɔsɛe mu.’—Adi. 17:11.
Saa akekaboa yi te sɛ akekaboa a ɔwɔ ti nson no pɛpɛɛpɛ, nanso wei de ɔyɛ kɔkɔɔ. Wɔfrɛ no “akekaboa no honi,” na wɔka ne ho asɛm sɛ, ɔyɛ “ɔhene a ɔto so awotwe.” (Adi. 13:14, 15; 17:3, 8) Adiyisɛm nhoma no ka saa “ɔhene” yi ho asɛm sɛ ɔbae, ɛnna ɔyerae, ɛnna ɔsan puei. Wei de, Amanaman Nkabom a ɛyɛ adwuma ma aban ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no, ne ho asɛm paa na ɛreka yi! Bere a edii kan bae no, na wɔfrɛ no Amanaman Apam. Wiase Ko II no mu no, egui anaasɛ ɛyerae. Akyiri yi, ɛsan bae sɛ Amanaman Nkabom. Aban ahorow a wɔka wɔn ho asɛm sɛ nkekaboa no nam wɔn nnaadaasɛm so hyɛ nkurɔfo kutupa sɛ wɔnsɔre ntia Yehowa ne ne nkurɔfo. Sɛnkyerɛnne kwan so no, wɔboaboa ‘asaase nyinaa so ahemfo ano’ kɔ ɔko bi a wɔfrɛ no Armagedon. Ɛno ne “ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn da kɛse no.”—Adi. 16:13, 14, 16. w22.05 10 ¶10-11
Yawda, August 29
Bere a wokenkanee no, wotee ase dɛn?—Luka 10:26.
Bere a Yesu suae sɛ ɔno ankasa bɛkenkan Nkyerɛwee Kronkron no, obehuu Kyerɛwnsɛm no mu yiye, na na n’ani gye ho paa. Afei nso, ɔma ɛkyerɛɛ no kwan wɔ biribiara mu. Wokae asɛm a esii wɔ asɔrefie hɔ bere a na Yesu adi mfe 12 pɛ no? Akyerɛkyerɛfo a na wɔnim Mose Mmara no mu paa no, ‘sɛnea na Yesu adwenem dɔ na oyi nsɛm ano nti, wɔn ho dwiriw wɔn yiye.’ (Luka 2:46, 47, 52) Yɛn nso, sɛ yɛtaa kenkan Kyerɛwnsɛm no a, yebehu mu yiye, na yɛn ani begye ho paa. Wɔn a na wɔnim Mmara no te sɛ akyerɛwfo, Farisifo, ne Sadukifo no, yebetumi asua biribi afi asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no mu. Ná saa nyamesom akannifo no taa kenkan Kyerɛwnsɛm no, nanso wɔamfa emu nsɛm no anyɛ adwuma. Yesu kaa nneɛma mmiɛnsa nti a saa mmarima no annya Kyerɛwnsɛm no so mfaso kɛse. Nsɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no bɛboa yɛn ama yɛatu mpɔn wɔ nea edidi so yi mu: (1) Sɛnea yɛbɛte nea yɛkenkan no ase, (2) sɛnea yɛbɛtweetwee Bible no mu anya akorade, ne (3) sɛnea yɛbɛma Onyankopɔn Asɛm no anwene yɛn. w23.02 8-9 ¶2-3
Fida, August 30
Onyansafo hu asiane, na ɔde ne ho sie.—Mmeb. 22:3.
Nneɛma a ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam no, ebi ne sɛ obi de ne ho bɛhyehyɛ obi a ɔnyɛ ne hokafo, asanom bebrebe, adidi ntraso, nseku anaa kasafi, anigyede a basabasayɛ wom, ponografi, ne nneɛma a ɛtete saa. (Dw. 101:3) Daa, Ɔbonsam hwehwɛ akwan a ɔbɛfa so asɛe yɛne Yehowa ntam. (1 Pet. 5:8) Sɛ yɛamma yɛn ani anna hɔ a, Satan betumi de ahoɔyaw, atorodi, anibere, ɔtan, ahomaso, ne afoforo ho menasepɔw adua yɛn adwene anaa yɛn koma mu. (Gal. 5:19-21) Sɛ yɛanyɛ ntɛm antu ase a, ebegye ntini na ɛde ɔhaw abrɛ yɛn. (Yak. 1:14, 15) Ade baako a ɛyɛ den sɛ yebehu sɛ ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam ne fekubɔne. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ wɔn a yɛne wɔn bɔ no de, wɔn suban betumi anya yɛn so tumi paa. (1 Kor. 15:33) Sɛ yɛhwɛ yɛn ho so yiye a, wɔn a wɔmfa Yehowa mmara mmɔ wɔn bra no, yɛbɛkwati sɛ yɛne wɔn bɛbɔ. (Luka 21:34; 2 Kor. 6:15) Yebehu ade a ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam, na yɛatwe yɛn ho afi ho. w23.02 16 ¶7; 17 ¶10-11
Memeneda, August 31
Nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ ni: Ɛno ne sɛ yebedi n’ahyɛde so.—1 Yoh. 5:3.
Sua a woasua Yehowa ho ade pii nti, ɔdɔ a wowɔ ma no no ayɛ kɛse. Yenim paa sɛ wopɛ sɛ wobɛn no daa, na wubetumi ayɛ nso. Ɔhyɛ wo nkuran sɛ bɔ mmɔden ma ne koma nni ahurusi. (Mmeb. 23:15, 16) Ɛnyɛ wo kasa nko ara na wubetumi de ayɛ saa; wubetumi de wo nneyɛe nso ayɛ saa. Sɛnea wobɔ wo bra no na ɛbɛkyerɛ sɛ wodɔ Yehowa ampa. Ɛno ne botae papa paa a wubetumi de asi w’ani so. Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wodɔ Yehowa? Nea edi kan ne sɛ wobɛhyɛ da abɔ mpae de ahyira wo ho so ama no. (Dw. 40:8) Afei, wobɛbɔ asu ama nkurɔfo ahu sɛ woahyira wo ho so. Woyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ woadu botae titiriw bi ho wɔ w’asetenam, na ɛbɛma w’ani agye. Wei bɛkyerɛ sɛ woafi abrabɔ foforo ase; ɛne sɛ, worenyɛ nea wo ara wopɛ na mmom wobɛyɛ nea Yehowa pɛ. (Rom. 14:8; 1 Pet. 4:1, 2) Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ saa gyinaesi yi so, na ɛyɛ nokware nso. Nanso ebetumi ama woanya asetena a edi mu paa. w23.03 5-6 ¶14-15