Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es24 kr. 88-98
  • September

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • September
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2024
  • Nsɛmti Nketewa
  • Kwasida, September 1
  • Dwoda, September 2
  • Benada, September 3
  • Wukuda, September 4
  • Yawda, September 5
  • Fida, September 6
  • Memeneda, September 7
  • Kwasida, September 8
  • Dwoda, September 9
  • Benada, September 10
  • Wukuda, September 11
  • Yawda, September 12
  • Fida, September 13
  • Memeneda, September 14
  • Kwasida, September 15
  • Dwoda, September 16
  • Benada, September 17
  • Wukuda, September 18
  • Yawda, September 19
  • Fida, September 20
  • Memeneda, September 21
  • Kwasida, September 22
  • Dwoda, September 23
  • Benada, September 24
  • Wukuda, September 25
  • Yawda, September 26
  • Fida, September 27
  • Memeneda, September 28
  • Kwasida, September 29
  • Dwoda, September 30
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2024
es24 kr. 88-98

September

Kwasida, September 1

Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔsom Onyankopɔn nanso ɔnhwɛ ne kasa yiye a, ɔredaadaa ne koma, na onipa a ɔte saa no som yɛ ɔkwa.—Yak. 1:26.

Sɛ yɛn anom kasa yɛ dɛ a, ɛma nkurɔfo hu sɛ yɛyɛ Yehowa asomfo. Ɛma wɔn a atwa yɛn ho ahyia no hu no pefee sɛ nsonsonoe da “nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.” (Mal. 3:18) Momma yɛnhwɛ sɛnea onuawa bi a ne din de Kimberly ma ɛdaa adi sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Wɔmaa ɔne ne yɔnko sukuuni bi dwumadi sɛ wɔnyɛ. Bere a wɔboom yɛɛ dwumadi no wiei no, Kimberly yɔnko sukuuni no hui sɛ, ɔyɛ soronko wɔ sukuufo a aka no ho. Ná Kimberly nni nkurɔfo ho nseku, ɔnka kasafĩ, mmom na n’anom kasa yɛ dɛ. Ɛyɛɛ Kimberly yɔnko sukuuni no nwonwa, na ewiee ase no, ɔpenee so sɛ ɔne Kimberly besua Bible no. Sɛ yɛn anom kasa twetwe nkurɔfo ma wosua Yehowa ho ade a, hwɛ sɛnea ɛma n’ani gye! Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛde yɛn anom kasa hyɛ Yehowa anuonyam. w22.04 5-6 ¶5-7

Dwoda, September 2

‘Ná mmea de wɔn ahode resom wɔn.’—Luka 8:3.

Yesu maa Maria Magdalene dee ne ho fii ahonhommɔne nson a na wɔreteetee no no ho! Anisɔ a onyae no pusuw no ma odii Yesu akyi, na ɔboaa Yesu wɔ ɔsom adwuma no mu. (Luka 8:​1-3) Ɛwom, nea Yesu yɛ maa Maria no, n’ani sɔe paa, nanso ɛbɛyɛ sɛ na onnim sɛ daakye Yesu bɛkyɛ no biribi a ɛsen saa mpo. Ná Yesu de ne nkwa bɛto hɔ “na obiara a ogye no di no” atumi anya daa nkwa. (Yoh. 3:16) Maria dii Yesu nokware de kyerɛe sɛ n’ani sɔ nea wayɛ ama no no. Bere a Yesu rehu amane wɔ asɛndua so no, na Maria gyina hɔ, efisɛ na odwen Yesu ho, na na ɔpɛ sɛ ɔkyekye afoforo nso werɛ. (Yoh. 19:25) Yesu wui no, Maria ne mmea mmienu kɔɔ ɔda no so de aduhuam kɔsraa n’amu no ansa na wɔresie no. (Mar. 16:​1, 2) Bere a Yesu nyan fii awufo mu no, Maria nyaa hokwan ne no hyia bɔɔ nkɔmmɔ. Wei yɛ hokwan a asuafo dodow no ara annya bi.—Yoh. 20:​11-18. w23.01 27 ¶4

Benada, September 3

Me yam a anka woyɛ nwini anaa woyɛ hyew.—Adi. 3:15.

Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, esiane sɛ bere bi a atwam no yɛyeree yɛn ho som Yehowa nti, seesei yebetumi atew ada. Ebia seesei yentumi nyɛ pii sɛ kan no, nanso ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho wɔ “Awurade adwuma” no mu, yɛkɔ so wɛn, na yɛma yɛn ani da hɔ kosi awiei. (1 Kor. 15:58; Mat. 24:13; Mar. 13:33) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsi na yefi yɛn koma nyinaa mu som Yehowa. Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Laodikea asafo no mufo no ma yehu ɔhaw foforo bi. Ná wɔn som ayɛ “boturobodwo.” Esiane sɛ na wɔn som ayɛ nofoonofoo nti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔn asɛm yɛ “mmɔbɔ san yɛ awerɛhow.” Enti na ehia sɛ wɔkentene wɔn ho som Yehowa. (Adi. 3:​16, 17, 19) Ɛdɛn na yesua fi mu? Sɛ yɛn ahokeka so atew a, ɛnde nneɛma pa a Yehowa ne n’ahyehyɛde no ayɛ ama yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ kɛse. (Adi. 3:18) Ɛnsɛ sɛ yɛma ɛba da sɛ asetena pa bi a yɛrepɛ nti, yebepia Yehowa som ato nkyɛn. w22.05 3-4 ¶7-8

Wukuda, September 4

‘Wɔkyerɛw nkae nhoma bi wɔ n’anim. Ɛfa wɔn a wosuro Yehowa no ho.’—Mal. 3:16.

Mfe mpempem pii ni na Yehowa fii ase kyerɛw nhoma titiriw bi. Nkurɔfo din na ɛwɔ saa nhoma no mu; ɔdansefo nokwafo Habel na ne din di kan. (Luka 11:​50, 51) Efi saa bere no reba nyinaa, Yehowa akɔ so de din no bi aka ho. Enti yɛrekasa yi, nnipa ɔpepem pii din na ɛwom. Bible frɛ saa nhoma no “nkae nhoma,” “nkwa nhoma” anaa “nkwa nhoma mmobɔwee.” (Mal. 3:16; Adi. 3:5; 17:8) Wɔn a wɔde osuro ne ahopopo som Yehowa, na Yehowa din da wɔn koma so no, wɔn na wɔn din wɔ saa nhoma titiriw yi mu. Saafo no betumi anya daa nkwa. Sɛ yenya Onyankopɔn Ba Yesu Kristo agyede afɔre no mu gyidi, na yɛyere yɛn ho ne Yehowa nya ayɔnkofa a emu yɛ den a, yɛn din betumi akɔ nkwa nhoma no mu. (Yoh. 3:​16, 36) Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro oo, sɛ yɛbɛtena asaase so oo, yɛn nyinaa pɛ sɛ wɔkyerɛw yɛn din wɔ saa nhoma no mu. w22.09 14 ¶1-2

Yawda, September 5

Wɔtow Ɔbonsam a na ɔredaadaa wɔn no too ogya tare a sɔfe wom no mu.—Adi. 20:10.

Adiyisɛm nhoma no ka “ɔwɔ kɛse kɔkɔɔ a ne ho yɛ hu” bi ho asɛm. (Adi. 12:3) Saa ɔwɔ yi ne Yesu ne n’abɔfo koe. (Adi. 12:​7-9) Otu n’ani si Onyankopɔn nkurɔfo so, na ɔma aban ahorow a wɔka wɔn ho asɛm sɛ nkekaboa no tumi. (Adi. 12:17; 13:4) Hena ne saa ɔwɔ yi? Ɔno ne “ɔwɔ dedaw no, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan” no. (Adi. 12:9; 20:2) Yehowa atamfo a aka nyinaa, ɔno na ɔhyɛ wɔn kutupa. Dɛn na ɛbɛto ɔwɔ kɛse no? Adiyisɛm 20:​1-3 ka sɛ ɔbɔfo bi bɛtow Satan ato “amoa donkudonku” bi mu. Ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔde no ato afiase. Sɛ wɔde Satan to afiase a, “ɔrentumi nkɔdaadaa amanaman no bio kosi sɛ mfe 1,000 no bɛba awiei.” Awiei koraa no, wɔbɛtow Satan ne n’ahonhommɔne no agu “ogya tare a sɔfe wom no mu.” Wei kyerɛ sɛ wɔbɛsɛe wɔn afebɔɔ. Wo de, hwɛ sɛ wote wiase bi mu a Satan ne n’ahonhommɔne no nni hɔ. Ɛbɛyɛ anigyesɛm paa! w22.05 14 ¶19-20

Fida, September 6

Ɔnyɛ adwumaden, na ɔmfa ne nsa nyɛ adwuma pa. Ɛno bɛma wanya biribi ama nea ahia no.—Efe. 4:28.

Ná Yesu yɛ adwumaden. Bere a ɔbaa asaase so a ɔrenyin no, na ɔyɛ kapentani. (Mar. 6:3) Bere a Yesu awofo rebrɛ hwɛ wɔn abusua a emufo dɔɔso no, akyinnye biara nni ho sɛ, n’awofo ani sɔɔ adwumaden a ɔyɛ de boaa wɔn no. Esiane sɛ na sintɔ biara nni Yesu ho nti, na n’adwuma ho twa, enti ɛbɛyɛ sɛ na onya adwuma paa! Ná Yesu ani gye n’adwuma no ho. Ɛwom sɛ na Yesu ani ku n’adwuma ho de, nanso na ɔwɔ bere a ɔde som Yehowa. (Yoh. 7:15) Akyiri yi a ɔde ne bere nyinaa kaa asɛmpa no, otuu n’atiefo fo sɛ: “Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma. Mmom aduan a ɛnsɛe a ɛma daa nkwa.” (Yoh. 6:27) Afei nso, Yesu Bepɔw So Asɛnka no mu no, ɔkaa sɛ: “Mommoaboa mo agyapade ano wɔ soro.” (Mat. 6:20) Sɛ yɛde Onyankopɔn afotu a nyansa wom no yɛ adwuma a, ɛbɛma yɛanya adwuma ho adwempa. Kristofo de, wɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnyɛ adwumaden, na yɛnyɛ adwuma pa.’ w22.05 22-23 ¶9-10

Memeneda, September 7

Wo maame bedi ahurusi.—Mmeb. 23:25.

Eunike yɛɛ nhwɛso pa maa Timoteo. Ɛda adi pefee sɛ, Timoteo hui sɛ ne maame nneyɛe kyerɛ sɛ ɔdɔ Yehowa paa, na Yehowa a na ne maame som no nti, na ɛma n’ani gye. Saa ara na ɛnnɛ, ɛnanom bebree aboa wɔn abusuafo ma wɔabɛsom Yehowa a ‘wɔankasa mpo.’ (1 Pet. 3:​1, 2) Wo nso wubetumi ayɛ saa. Wobɛyɛ no sɛn? Wo ne Yehowa ayɔnkofa no, ma ɛho nhia wo paa. (Deut. 6:​5, 6) Sɛnea ɛnanom pii de nneɛma bebree bɔ afɔre no, saa ara na wo nso woyɛ. Wode wo bere, wo sika, wo nna ne nneɛma afoforo bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahwɛ wo mma. Nanso, ɛnsɛ sɛ wo mma a wobɛhwɛ wɔn no gye w’adwene ara ma wupia wo ne Yehowa ayɔnkofa no to nkyɛn. Ɛyɛ a yi bere si hɔ a wode bɛbɔ mpae na wode asua Bible. Afei nso, ɛyɛ a kɔ adesua bere nyinaa. Woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ wo ne Yehowa ayɔnkofa no mu den, na ayɛ nhwɛso pa ama w’abusua ne afoforo. w22.04 16 ¶1; 19 ¶12-13

Kwasida, September 8

Bu wo nkoa no ntam atɛn; bu ɔbɔnefo no fɔ ma nea ɔyɛe no mmegu ne ti so, na bu ɔtreneeni no bem na dom no.—1 Ahe. 8:32.

Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛahu sɛ, sɛ obi yɛ bɔne a, ɛnyɛ yɛn na yɛbɛkyerɛ sɛ Yehowa de bɛkyɛ no anaa ɔremfa nkyɛ no! Esiane sɛ Yehowa na ɔyɛ Ɔtemmufo Pumpuni nti, ɔno na ɔbɛyɛ saa adwuma no. (Rom. 14:​10-12) Yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ obebu atɛntrenee bere nyinaa, efisɛ ɔno na ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne. (Gen. 18:25) Ɔrenyɛ nea ɛnteɛ da! Nsunsuanso bɔne a sintɔ ne bɔne de aba no, yɛrehwɛ kwan denneennen sɛ bere bɛso ama Yehowa ayi ne nyinaa afi hɔ. Saa bere no, yare, dɛmdi ne adwenemhaw biara befi hɔ koraa. (Dw. 72:​12-14; Adi. 21:​3, 4) Yɛrenkae bio. Bere a yɛretwɛn mmere pa a ɛda yɛn anim no, yɛda Yehowa ase paa sɛ waboa yɛn ama yetumi suasua no, na yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn. w22.06 13 ¶18-19

Dwoda, September 9

Asaase nyinaa Temmufo no renyɛ nea ɛteɛ anaa?—Gen. 18:25.

Sɛ obi yɛ ɔtemmufo papa a, ɛsɛ sɛ ɔte mmara no ase yiye. Sɛ yɛreka nneɛma a ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne a, ɛsɛ sɛ ohu no yiye. Dɛn bio na ɛsɛ sɛ ɔtemmufo papa tumi yɛ? Ɛsɛ sɛ otumi hu nokwasɛm biara a ɛfa asɛm bi ho ansa na wabu atɛn. Sɛ saa a, ɛnde Yehowa yɛ Ɔtemmufo a ɔda mu fua, efisɛ onim nokwasɛm a ɛfa asɛm biara ho. Yehowa nte sɛ nnipa atemmufo. Ɔno de, asɛm biara a ɛbɛba n’anim no, onim ɛho nokwasɛm nyinaa. (Gen. 18:​20, 21; Dw. 90:8) Nea nnipa nhu anaa wɔnte nyinaa, ɔno de onim. Su ahorow a obi nya fii n’awofo hɔ, ntetee a onyae, baabi a ɔtenae, ne sɛnea odwen nneɛma ho, a ne nyinaa aka abom ama wanya suban a ɔwɔ no, Yehowa te ase paa. Yehowa hwehwɛ koma mu nso. Biribiara a epiapia obi ma ɔyɛ nea ɔyɛ biara no, Yehowa nim ne nyinaa. Yɛrentumi mfa biribiara nsie Yehowa. (Heb. 4:13) Enti ansa na Yehowa de bɔne bɛkyɛ no, na wahwɛ nokwasɛm a ɛfa asɛm no ho nyinaa. w22.06 4 ¶8-9

Benada, September 10

Nea onipa wɔ nyinaa, ɔde bɛma de apere ne nkwa.—Hiob 2:4.

Akwan a Satan de Hiob faa so no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn adwene kɔ so paa, efisɛ saa akwan no ara na ɔde yɛn fa so nnɛ. Nea na Satan repɛ akyerɛ ne sɛ, ɔdɔ a yɛdɔ Yehowa Nyankopɔn no mfi komam, na sɛ ɛsɛ sɛ yɛpere yɛn nkwa a, yebegyae Yehowa akyi di. Satan san kaa sɛ Onyankopɔn nnɔ yɛn, na nea yɛbɛyɛ de asom no biara, n’ani rensɔ. Esiane sɛ yɛn a yɛde yɛn ani to Yehowa so no nim Satan akwan nti, yɛmma ɔnnaadaa yɛn. Sɛ yehyia sɔhwɛ a, ɛsɛ sɛ yɛfa no sɛ ɛyɛ kwan a yɛde behu sɛnea yɛte yiye. Sɔhwɛ a Hiob hyiae no boaa no ma ohuu ne mmerɛwyɛ na ɔyɛɛ ho adwuma. Ade baako a ohui ne sɛ, na ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase kɛse. (Hiob 42:3) Yɛn nso, sɛ yehyia sɔhwɛ a, ebetumi aboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛte yiye. Sɛ yenya hu yɛn mmerɛwyɛ a, yebetumi ayɛ ho adwuma. w22.06 23 ¶13-14

Wukuda, September 11

Yehowa asɛm ni: “Mone m’adansefo, yiw, m’akoa a mapaw no.”—Yes. 43:10.

Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ ɔtaa yɛn akyi. Ansa na Yehowa reka sɛ: “Mone m’adansefo” no, na waka sɛ: “Sɛ wutwa nsu a, medi w’akyi; wofa nsubɔnten mu a, ɛremfa wo. Sɛ wofa ogya mu a, ɛrenhyew wo, na ogyaframa renhyew wo ho nwi mpo.” (Yes. 43:2) Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, ɛtɔ da a yetumi hyia akwanside a ɛte sɛ asubɔnten anaa sɔhwɛ a ɛte sɛ ogya. Nanso, Yehowa mmoa nti, yegu so ara reka asɛmpa no. (Yes. 41:13) Ɛnnɛ, nnipa dodow no ara ntie asɛm no. Ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ, tie a nkurɔfo ntie asɛmpa no nkyerɛ sɛ yenni Onyankopɔn ho adanse yiye. Nea ɛkyekye yɛn werɛ na ɛhyɛ yɛn den ne sɛ, sɛ yɛkɔ so ara ka asɛmpa no na yɛampa abaw a, yenim sɛ ɛsɔ Yehowa ani. Ɔsomafo Paul kaa sɛ: “Wɔn mu biara benya n’ankasa akatua sɛnea n’ankasa adwuma te.”—1 Kor. 3:8; 4:​1, 2. w22.11 4 ¶5-6

Yawda, September 12

Munkura abrabɔ pa mu wɔ amanaman no mu.—1 Pet. 2:12.

Ɛnnɛ, yehu sɛ Bible nkɔmhyɛ pii reba mu. Nnipa a “wɔka amanaman no kasa horow nyinaa” resua Bible mu nokware a ɛne “kasa kronkron” no. (Sak. 8:23; Sef. 3:9) Nnipa bɛboro 8,000,000 na ɛwɔ Yehowa ahyehyɛde no mu wɔ aman 240 so. Afe biara, nnipa mpempem pii bɔ asu! Nnipa dodow no hyɛ nkuran paa, nanso nea ehia kyɛn saa koraa ne suban pa anaa “suban foforo” a wɔn a wɔabɔ asu foforo no anya no. (Kol. 3:​8-10) Kan no, na wɔn mu bebree bu brabɔne, wɔyɛ aturutrafo, na ɔtan ahyɛ wɔn ma, na na wɔn man da wɔn koma so, nanso seesei wɔagyae ne nyinaa. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 2:4 no aba mu; ‘wonsua akodi bio.’ Sɛ yɛyere yɛn ho nya suban foforo no a, ɛtwetwe nkurɔfo ba Onyankopɔn ahyehyɛde no mu, na yɛde kyerɛ sɛ yɛredi Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn hwɛfo no akyi. (Yoh. 13:35) Nea yɛaka yi mma kwa. Mmoa biara a yehia no, Yesu de ma yɛn. w22.07 9 ¶7-8

Fida, September 13

Ma me mpaebɔ nyɛ sɛ aduhuam a wɔafra no yiye de aba w’anim.—Dw. 141:2.

Sɛ yɛrebɔ Yehowa mpae a, ɛnsɛ sɛ yɛfa no sɛ yɛanya yɛn tipɛn bi na yɛne no rekasa. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛde obu kɛse paa na ɛkɔ n’anim. Wo de, anisoadehu a ɛyɛ nwanwa a Yesaia, Hesekiel, Daniel ne Yohane nyae no, susuw ho hwɛ. Anisoadehu no mu biara ma yehu sɛ, Yehowa yɛ Ɔhenkɛse. Yesaia ‘huu Yehowa sɛ ɔte ahengua kokuroo a wɔama so bi so.’ (Yes. 6:​1-3) Hesekiel nso huu Yehowa sɛ ɔte ne soro teaseɛnam so, na na hann bi a ‘ɛhyerɛn te sɛ nyankontɔn’ atwa ne ho ahyia. (Hes. 1:​26-28) Daniel nso huu “Nea Ne Nna Akyɛ” no sɛ ɔhyɛ ataade fitaa, na na ogyaframa fi n’ahengua no mu reba. (Dan. 7:​9, 10) Yohane nso huu Yehowa sɛ ɔte ahengua bi so. Ná nyankontɔn fɛfɛɛfɛ bi a ɛte sɛ ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia. (Adi. 4:​2-4) Yehowa anuonyam de, adutwam, na sɛ yedwinnwen ho a, ɛkae yɛn sɛ, ɛyɛ akwannya kɛse sɛ yetumi bɔ no mpae. Enti sɛ yɛrekɔ n’anim a, etwa sɛ yɛde obu kɛse paa ma no. w22.07 20 ¶3

Memeneda, September 14

‘Hwɛ yiye wɔ nnipa nnaadaa ho.’—Efe. 4:14.

Mmabun, Satan bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma mo gyidi ayɛ mmerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a wubegyae Yehowa som. Ɔkwan baako a ebia ɔbɛfa so ayɛ saa ne sɛ, ɔbɛma w’adwene mu ayɛ wo naa wɔ Bible nkyerɛkyerɛ bi ho. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia ɛrenkyɛ ebinom de nkyerɛkyerɛ a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam bepuapua wo. Ebia wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade, na mmom ɛnam adannandi so na ɛbae. Ebia wusua no, na wunnwen saa asɛm no ho, nanso seesei a woanyin yi, ebia wɔde saa asɛm no reguan wo ho wɔ sukuu. Nea w’akyerɛkyerɛfo ka fa adannandi ho no, ebia ɛbɛyɛ sɛ nea ɛtɔ asom na ntease wom. Nanso, adanse a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no, ebia wɔntoo wɔn bo ase nsusuw ho da. Kae nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 18:17 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Nea odi kan ka n’asɛm no, anhwɛ a wobɛka sɛ n’asɛm yɛ dɛ, kosi sɛ nea ɔne no anya asɛm no bɛba na wabebisabisa no nsɛm.” Sɛ́ anka wubegye biribiara a wɔbɛkyerɛ wo wɔ sukuu adi no, nea Onyankopɔn Asɛm Bible no ne asafo nhoma nso ka fa ho no, to wo bo ase hwehwɛ mu. w22.08 2 ¶2; 4 ¶8

Kwasida, September 15

‘Di nea wɔakyerɛw wom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Woyɛ saa a, ebesi wo yiye na woayɛ w’ade nyansam.’—Yos. 1:8.

Sɛ yɛkan biribi wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu a, yɛpɛ sɛ yɛte ase. Anyɛ saa a, yɛrennya nea yɛkenkan no so mfaso papa. Wo de, yɛnhwɛ nkɔmmɔ bi a Yesu ne “ɔbarima bi a onim Mmara no” bɔe. (Luka 10:​25-29) Bere a ɔbarima no bisaa nea ɔbɛyɛ na watumi anya daa nkwa no, Yesu de no kɔɔ Onyankopɔn Asɛm no mu, na obisaa no sɛ: “Dɛn na wɔakyerɛw wɔ Mmara no mu? Bere a wokenkanee no, wotee ase dɛn?” Ɔbarima no tumi yii asɛm no ano yiye, na ɔfaa Kyerɛwnsɛm no mu asɛm kaa sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa. (Lev. 19:18; Deut. 6:5) Nanso, hyɛ nea edi hɔ a ɔkae yi nsow: “Hena paa ne me yɔnko?” Wei ma ɛda adi sɛ wante nea ɔkenkanee no ase. Ɛno nti, na onnim sɛnea ɔde saa kyerɛwnsɛm no bɛbɔ ne bra yiye wɔ n’asetenam. Yehia Yehowa mmoa na yɛatumi ate Kyerɛwnsɛm no ase, enti srɛ no sɛ ɔmma wo ne honhom kronkron na woatumi de w’adwene asi nea worekan no so. Bio nso, srɛ no sɛ ɔmmoa wo na fa nea woakenkan no yɛ adwuma. w23.02 9 ¶4-5

Dwoda, September 16

‘Monkɔ so nnantew nokware no mu.’—3 Yoh. 4.

“Ɛyɛɛ dɛn na wuhuu nokware no?” Yegye di sɛ woama saa asɛm yi ho mmuae mpɛn pii. Sɛ yɛpɛ sɛ yehu yɛn nua Kristoni bi yiye a, yɛtaa bisa no saa asɛm no. Yɛn ani gye ho sɛ yebehu nea ɛyɛe a yɛn nuanom behuu Yehowa na wɔfaa no adamfo. Yɛn nso, sɛnea nokware no da yɛn koma so no, yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛka ho asɛm akyerɛ wɔn. (Rom. 1:11) Sɛ yɛbɔ nkɔmmɔ a ɛte saa a, ɛkae yɛn sɛ nokware no som bo paa. Afei nso, ɛma yesi yɛn bo paa sɛ yɛbɛkɔ so anantew “nokware no mu”; kyerɛ sɛ, yɛbɛkɔ so abɔ yɛn bra sɛnea Yehowa pɛ na ama wahyira yɛn na wagye yɛn atom. Nea enti a yɛn ani gye nokware no ho dɔɔso. Nea edi kan paa ne sɛ, yɛdɔ Yehowa Nyankopɔn, efisɛ nokware no, ne nkyɛn na efi. N’Asɛm Bible no ama yɛahu sɛ ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ a ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase. Afei nso, Bible no ama yɛahu sɛ ɔyɛ yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn na odwen yɛn ho.—1 Pet. 5:7. w22.08 14 ¶1, 3

Benada, September 17

Yɛnkae ahiafo bere nyinaa.—Gal. 2:10.

Ɔsomafo Paul hyɛɛ ne nuanom nkuran sɛ wɔnyɛ “nnwuma pa” mfa nkyerɛ wɔn dɔ. (Heb. 10:24) Paul nam ne kasa ne ne nneyɛe nyinaa so boaa ne nuanom. Ɛho nhwɛso ni. Bere a ɔkɔm bi tew sii Yudea no, Paul boa ma wɔde nneɛma a anuanom hia no bi kɔmaa wɔn. (Aso. 11:​27-30) Ɛwom sɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no nti, na Paul nni adaagye koraa, nanso bere nyinaa ɔhwehwɛɛ akwan a ɔbɛfa so aboa anuanom a wɔakɔ ahokyere mu. Ɔnam saa a ɔyɛe so maa ne nuanom Kristofo nyaa ahotoso sɛ Yehowa bɛhwɛ wɔn. Yɛn nso, sɛ atoyerɛnkyɛm bi si, na yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden anaa yɛn nimdeɛ boa anuanom a wɔakɔ ahokyere mu no a, ɛhyɛ wɔn gyidi den. Daa sɛ yeyi sika de boa wiase nyinaa adwuma no a, yɛn nuanom nya so mfaso, na ɛno nso hyɛ wɔn gyidi den. Sɛ yɛyɛ wei ne nneɛma foforo nso ka ho a, yɛboa yɛn nuanom ma wonya ahotoso sɛ Yehowa rennan n’akyi nkyerɛ wɔn da. w22.08 24 ¶14

Wukuda, September 18

Ɛnyɛ nnipa hɔ na nkɔmhyɛ fi ba, na mmom Onyankopɔn honhom kronkron na ɛmaa nnipa kasae.—2 Pet. 1:21.

Bible mu nkɔmhyɛ pii abam; ebi wɔ hɔ a wɔkyerɛwee no, mfe pii akyi ansa na ɛreba mu. Abakɔsɛm ma yehu sɛ saa nkɔmhyɛ yi baa mu ampa. Wei nyɛ yɛn nwanwa, efisɛ yenim sɛ Yehowa na ɔma wɔhyɛɛ nkɔm a ɛwɔ Bible mu no. Nkɔmhyɛ a ɛfa sɛnea na tete Babilon kurow no bɛsɛe ho no, wo de, ma yensusuw ho nhwɛ. Afe 778 kosi 732 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba) mu hɔ baabi no, Yehowa maa odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ Babilon kurow a ɛyɛ den no bɛhwe ase. Ɔbɔɔ Kores a na obedi kurow no so nkonim no mpo din, na ɔkyerɛɛ ɔkwan pɔtee a kurow no bɛfa so ahwe ase. (Yes. 44:27–45:2) Yesaia san hyɛɛ nkɔm sɛ awiei koraa Babilon bɛsɛe a obiara rentena hɔ bio. (Yes. 13:​19, 20) Mediafo ne Persiafo dii Babilon so nkonim afe 539 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba), na seesei baabi a na saa kurow kɛse no da no ayɛ amamfo. w23.01 4 ¶10

Yawda, September 19

Monkɔ so nhyehyɛ mo ho nkuran.—1 Tes. 5:11.

Abusua kɛse a emufo nyinaa som Yehowa no, Yehowa de yɛn abɛka ho. Wei yɛ hokwan kɛse paa, na ɛde nhyira pii brɛ yɛn! (Marko 10:​29, 30) Wokɔ wiase baabiara a, yɛwɔ anuanom a wɔn nso dɔ Yehowa, na wɔreyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔde ne mmara bɛbɔ wɔn bra. Ebia ɛsono kasa a yɛka, yɛn amammerɛ anaa ntaade a yɛhyɛ, nanso da a edi kan a yebehyia wɔn mpo no, yɛte nka sɛ yɛyɛ abusua baako. Yɛn ani gye ho paa sɛ, yɛne wɔn bɛbom ayi yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no ayɛ, na yɛasom no. Ɛsɛ sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo yɛ baako. (Dw. 133:1) Ɛtɔ mmere bi na yehyia ɔhaw a, wɔboa yɛn. (Rom. 15:1; Gal. 6:2) Wɔboa yɛn nso ma yɛyere yɛn ho wɔ Yehowa som mu, na yɛkɔ so hyɛ yɛn gyidi den. (Heb. 10:​23-25) Sɛ anuanom nka yɛn ho, ɛnna yɛn nko ara reko tia yɛn atamfo a wɔne Satan Ɔbonsam ne ne wiase bɔne yi a, anka yɛbɛte nka sɛn? w22.09 2-3 ¶3-4

Fida, September 20

Nea ɔhwɛ n’ano yiye no yɛ onyansafo.—Mmeb. 10:19.

Yɛwɔ sohyia midia so a, ebia ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yebetumi ayi kokoam nsɛm adi akyerɛ nnipa pii mpo a yɛn ani nna. Sɛ yenya fa ɛlɛtrɔnik mfiri so yi kokoam nsɛm a ɛte saa adi a, nea afoforo de bɛyɛ, anaa ɔhaw a ɛbɛkɔ akɔfa aba de, yenni so tumi bio. Kokoam nsɛm a sɛ yeyi no adi a ebetumi akɔfa ɔhaw abrɛ anuanom no, sɛ asɔretiafo pɛ sɛ wɔdaadaa yɛn ma yɛka kyerɛ wɔn a, ahohyɛso bɛboa yɛn ma yɛayɛ dinn. Aman a wɔabara yɛn adwuma no wɔ hɔ, anaa wɔmma yentumi nsom Yehowa sɛnea yɛpɛ wɔ hɔ no, sɛ apolisifo rebisabisa yɛn nsɛm a, yɛanhwɛ yiye a yebeyi kokoam nsɛm adi. Nnyinasosɛm a ɛka sɛ, “mede ade bɛhyɛ m’ano” no, yebetumi de ayɛ adwuma wɔ saa tebea yi ne tebea afoforo mu. (Dw. 39:1) Sɛ yɛn abusuafo na yɛne wɔn redi oo, sɛ yɛn nnamfo oo, sɛ anuanom oo, anaa obi foforo biara oo, ɛsɛ sɛ wotumi gye yɛn di. Sɛ wobetumi agye yɛn adi nso a, ehia sɛ yetumi hyɛ yɛn ho so. w22.09 13 ¶16

Memeneda, September 21

Anigye ne onipa a . . . n’ani gye Yehowa mmara ho, na ɔkenkan Ne mmara no dwinnwen ho awia ne anadwo.—Dw. 1:​1, 2.

Sɛ yebetumi anya anigye ankasa a, ɛsɛ sɛ yedidi wɔ honhom fam. Ehia sɛ yɛyɛ saa nso. Ɛno nti, Yesu kaa sɛ: “Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.” (Mat. 4:4) Enti ɛnsɛ sɛ da koro koraa pa yɛn ti so a yɛnkenkan Onyankopɔn Asɛm Bible no. Yehowa dɔ yɛn nti, nea ɛbɛma yɛn ani agye wɔ asetenam no, ɔde ama yɛn wɔ Bible no mu. Ɛma yehu nea enti a ɔbɔɔ yɛn. Afei nso, ɛma yehu nea ɛbɛma yɛabɛn no, ne nea yɛyɛ a ɛbɛma ɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn. Ɛno da nkyɛn a, ɛma yehu anidaso papa bi a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma yɛanya daakye. (Yer. 29:11) Sɛ yesua Bible no na yehu saa nokwasɛm ahorow yi a, ɛma anigye hyɛ yɛn koma ma! Bere biara a ɔhaw bɛhyɛ wo so ama w’abam abu no, gye bere kenkan Yehowa Asɛm no, na dwinnwen ho. w22.10 7 ¶4-6

Kwasida, September 22

Monyɛ nnipa a wɔanyin yiye wɔ ntease mu.—1 Kor. 14:20.

Eye paa sɛ Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ agyimifo. Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɔ yɛn bra a, ɛma yɛyɛ anyansafo. Nkakrankakra yebehu sɛnea Bible nnyinasosɛm boa yɛn ma yɛkwati ɔhaw na yesisi gyinae pa. Ɛyɛ papa sɛ gyinae a yesisi no, yebedwinnwen ho ahwɛ sɛnea ɛrekɔ. Sɛ yɛasua Bible no akɔ anim kakra na daa yɛkɔ adesua a, yebetumi abisa yɛn ho nea enti a yentumi nhyiraa yɛn ho so mmaa Yehowa na yɛmmɔɔ asu. Sɛ yɛabɔ asu nso a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, yɛreyere yɛn ho sɛ yɛbɛka asɛmpa no na yɛakyerɛkyerɛ yiye anaa? Gyinae a yesisi no ma ɛda adi sɛ Bible nnyinasosɛm kyerɛ yɛn kwan anaa? Yɛne afoforo redi a, yɛda no adi sɛ yɛyɛ Kristofo anaa? Sɛ yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae bi a, momma yennwen Yehowa nkaesɛm ho, efisɛ “ɛma nea onni nimdeɛ hu nyansa.”—Dw. 19:7. w22.10 20 ¶8

Dwoda, September 23

Baabiara a honhom no bɛkyerɛ sɛ wɔnkɔ no, na wɔkɔ.—Hes. 1:20.

Hesekiel hui sɛ Onyankopɔn honhom wɔ tumi paa. Anisoadehu bi a Hesekiel nyae mu no, ohui sɛ honhom kronkron reboa ahonhom abɔde bi a wɔwɔ tumi, na ɛno ara nso na na ɛde ɔsoro teaseɛnam kokuroo no kɔ baabiara a ɛpɛ sɛ ɛkɔ. (Hes. 1:21) Anisoadehu no kaa Hesekiel sɛn? Ɔkyerɛw nea esii no ho asɛm sɛ: “Bere a mihui no, mede m’anim butuw fam.” Wei kyerɛ sɛ ne ho dwiriw no papaapa. (Hes. 1:28) Akyiri yi, bere biara a Hesekiel bedwinnwen saa anisoadehu no ho no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ ne gyidi den sɛ Yehowa honhom bɛboa no ma watumi aka asɛm no. Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Onipa ba, sɔre gyina wo nan so na me ne wo nkasa.” Saa asɛm no ne Onyankopɔn honhom maa Hesekiel ahoɔden a na obetumi de asɔre afi fam hɔ. (Hes. 2:​1, 2) Efi saa bere no rekɔ nyinaa, Onyankopɔn honhom kronkron boaa Hesekiel wɔ n’adwuma no mu.—Hes. 3:22; 8:1; 33:22; 37:1; 40:1. w22.11 4 ¶7-8

Benada, September 24

W’aso bɛte asɛm bi wɔ w’akyi.—Yes. 30:21.

Ɛha no, odiyifo Yesaia ka Yehowa ho asɛm sɛ, ɔte sɛ ɔkyerɛkyerɛfo bi a n’ani da hɔ a odi n’adesuafo akyi rekyerɛ wɔn ɔkwan a wɔmfa so. Ɛnnɛ, yɛte Onyankopɔn nne wɔ yɛn akyi. Ɔkwan bɛn so? Onyankopɔn nsɛm a ɛwɔ Bible mu no, wɔkyerɛwee akyɛ paa. Enti sɛ yɛkenkan Bible no a, ɛte sɛ nea yɛrete Onyankopɔn nne wɔ yɛn akyi. (Yes. 51:4) Akwankyerɛ a Yehowa de ma yɛn no, dɛn na yɛbɛyɛ na yɛatumi anya so mfaso kɛse? Yesaia ka nneɛma mmienu bi ho asɛm. Nea edi kan, “ɔkwan no ni.” Nea ɛtɔ so mmienu, “fa so.” Sɛ yehu “ɔkwan no” a na yenwiei; ɛsɛ sɛ ‘yɛfa so.’ Yehowa Asɛm no ne nkyerɛkyerɛmu a n’ahyehyɛde no de ma yɛn no boa yɛn ma yehu nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ. Afei nso, yesua sɛnea yɛde nea yɛasua no bɛbɔ yɛn bra. Sɛ yebetumi de anigye agyina sɔhwɛ ano, na yɛasom Yehowa a, gye sɛ yetu anammɔn mmienu no nyinaa. Ɛno a yɛbɛyɛ no na ɛbɛma Yehowa ahyira yɛn. w22.11 10-11 ¶10-11

Wukuda, September 25

Sɛ mekɔ a, mpataku bɔne bɛba mo mu.—Aso. 20:29.

Asomafo dodow no ara wui akyi pɛɛ no, atoro Kristofo bewurawuraa asafo no mu. (Mat. 13:​24-27, 37-39) Wɔkasa ‘kyinkyim nsɛm de twee asuafo no dii wɔn akyi.’ (Aso. 20:30) Bible ka sɛ, Yesu de ne nipadua “bɔɔ afɔre prɛko de soaa nnipa pii bɔne,” nanso akyiri yi atoro Kristofo no fii ase kyerɛkyerɛe sɛ ɛnyɛ saa na ɛte, na mmom ɛsɛ sɛ wɔbɔ Yesu afɔre no mpɛn pii. Wei yɛ nsɛm a atoro Kristofo no ‘kyinkyimii’ no mu baako. (Heb. 9:​27, 28) Ɛnnɛ, nnipa komapafo pii gye saa atoro nkyerɛkyerɛ no di. Wɔkɔ asɔre nnawɔtwe biara, anaa ɛtɔ da a wɔkɔ no da biara kɔkae Yesu wu no. Ɛno na nnipa dodow no ara taa ka sɛ wɔrekɔ “Mass” no. Ɔsom afoforo nso de, wɔnkae Yesu wu no mpɛn pii saa, nanso wɔn asɔremma dodow no ara nte nea Yesu afɔrebɔ no kyerɛ ase yiye. w23.01 21 ¶5

Yawda, September 26

Mommma mo werɛ mmfi sɛ mobɛyɛ papa na mo ne nkurɔfo akyɛ nneɛma a mowɔ.—Heb. 13:16.

Yesu Mfirihyia Apem Nniso no mu no, obenyan awufo, na waboa adasamma asoɔmmerɛwfo ma wɔakɔ pɛyɛ mu. Wɔn a Yehowa bebu wɔn sɛ atreneefo no, wɔn “na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wɔbɛtena so daa.” (Dw. 37:​10, 11, 29) Anigyesɛm ne sɛ, ‘ɔtamfo a otwa to a ɔne owu no, obetu n’ase. (1 Kor. 15:26) Yɛn anidaso a ɛne sɛ yɛbɛtena ase daa no gyina Onyankopɔn Asɛm no so pintinn. Awiei mmere yi a nneɛma mu ayɛ den no, saa anidaso no betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so adi Yehowa nokware. Nanso sɛ yebetumi asɔ Yehowa ani a, ɛnyɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtena ase daa no nko ara na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn; ɛsɛ sɛ biribi foforo nso kanyan yɛn. Ade titiriw nti a yɛkɔ so di Yehowa ne Yesu nokware ne sɛ yɛdɔ wɔn paa. (2 Kor. 5:​14, 15) Ɛno kanyan yɛn ma yesuasua wɔn, na yɛka anidaso a yɛwɔ no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. (Rom. 10:​13-15) Sɛ yɛanyɛ pɛsɛmenkominya, na yɛda ayamye adi a, ɛbɛma yɛabɛyɛ Yehowa nnamfo afebɔɔ. w22.12 6-7 ¶15-16

Fida, September 27

Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase sɛ Kristo Yesu akyidifo nyinaa, nkurɔfo bɛtan wɔn ani.—2 Tim. 3:12.

Sɛ nkurɔfo retan yɛn ani a, ebetumi asɛe nneɛma pii a ɛma yenya akomatɔyam no. Ebetumi ama dadwen abɛtɔ yɛn so, na yɛabisa yɛn ho sɛ, dɛn na wei bɛkɔ akɔfa aba? Ɛnyɛ bɔne sɛ yɛbɛte nka saa. Nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye. Yesu kaa sɛ, sɛ nkurɔfo tan n’akyidifo ani a, ebetumi ato wɔn hintidua. (Yoh. 16:​1, 2) Ɛwom sɛ Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛtan yɛn ani, nanso ɔmaa yɛn awerɛhyem sɛ yebetumi akɔ so adi Yehowa nokware. (Yoh. 15:20; 16:33) Sɛ atumfoɔ no bara yɛn adwuma no, anaa wɔma ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛsom Yehowa sɛnea yɛpɛ a, ebia Betel anaa asafo mu mpanyimfo bɛma yɛn akwankyerɛ. Akwankyerɛ a ɛte saa botae ne sɛ ɛbɛbɔ yɛn ho ban, ɛbɛboa ama yɛakɔ so anya honhom fam aduan, na aboa yɛn ama yɛakɔ so aka asɛmpa no sɛnea ɛsɛ. Sɛ wɔde akwankyerɛ ma wo a, yɛ nea wubetumi biara di so. (Yak. 3:17) Afei nso, hwɛ yiye na nsɛm a ɛfa anuanom ho no, woanyi no adi ankyerɛ wɔn a wɔnni hokwan sɛ wɔhu.—Ɔsɛnk. 3:7. w22.12 20-21 ¶14-16

Memeneda, September 28

‘Monna nsi ne ahokeka koro no ara bi adi.’—Heb. 6:11.

Ɛnnɛ, Yesu da so ara rekyerɛ n’asuafo kwan ma wɔaka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ asaase so nyinaa. Wadi bɔ a ɔhyɛe no so. Yesu nam Yehowa ahyehyɛde no so tete yɛn, na ɔma yɛn nnwinnade a yehia na yɛatumi aka asɛmpa no. (Mat. 28:​18-20) Yɛn nso yɛyere yɛn ho yɛ asɛmpaka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no, na yɛma yɛn ani da hɔ bere a yɛretwɛn Yehowa ma wabɛsɛe saa wiase yi. Sɛ yɛde afotu a ɛwɔ Hebrifo 6:​11, 12 no yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakura yɛn anidaso mu denneennen “akosi sɛ ɛbɛba mu.” Yehowa ahyɛ da ne dɔn a ɔde bɛsɛe Satan wiase yi. Sɛ saa da no du a, wiase foforo no ho nkɔmhyɛ a Yehowa ama wɔakyerɛw wɔ n’Asɛm mu nyinaa, ɔbɛma abam. Nanso seesei de, ɛtɔ mmere bi a, ebetumi ayɛ yɛn sɛ wiase awiei no akyɛ. Nanso Yehowa da no “renka akyi.” (Hab. 2:3) Enti momma yensi yɛn bo sɛ ‘Yehowa ara na yɛbɛhwɛ no kwan,’ na yɛmfa ‘ntoboase ntwɛn yɛn nkwagye Nyankopɔn no.’—Mika 7:7. w23.02 19 ¶15-16

Kwasida, September 29

Obiara ne wo nsɛ.—Dw. 40:5.

Obi a ɔforo bepɔw botae ne sɛ ɔbɛkɔ akodu bepɔw no atifi. Nanso ɔreforo nyinaa, mmeae bi a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ hɔ no, obetumi agyinagyina na wahwɛ. Wo nso, sɛ worehyia ɔhaw bi a, sɛnea Yehowa ama asi wo yiye no, ɛyɛ a taa gye bere dwinnwen ho. Da biara sɛ da no kɔ awiei a, bisa wo ho sɛ: ‘Sɛn na Yehowa ahyira me nnɛ? Ɛwom sɛ ɔhaw no mfii hɔ de, nanso sɛn na Yehowa reboa me ama magyina ano?’ Hwɛ sɛ wubetumi ahu ade baako a Yehowa ayɛ ama wo a ɛkyerɛ sɛ wama asi wo yiye anaa. Ɛwom, ebia worebɔ mpae sɛ sɔhwɛ bi a worehyia no mmra awiei. (Filip. 4:6) Nanso, nhyira a yɛanya no saa bere yi nso, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi. Ade yi, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛhyɛ yɛn den, na waboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ano. Enti sɛnea Yehowa reboa wo no, bere nyinaa ma w’ani nsɔ. Woyɛ saa a, wubehu sɛ, worehyia sɔhwɛ mpo a, Yehowa bɛma asi wo yiye.—Gen. 41:​51, 52. w23.01 19 ¶17-18

Dwoda, September 30

‘Momma Yehowa da a ɛreba no nyɛ ntɛm wɔ mo adwenem.’—2 Pet. 3:12.

Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛnea mebɔ me bra no kyerɛ sɛ mihu sɛ wiase bɔne yi awiei abɛn paa? Gyinae a misisi wɔ sukuu a mɛkɔ ne adwuma a mepɛ sɛ meyɛ ho no kyerɛ sɛ Yehowa a mɛsom no no ne ade a ehia me paa wɔ m’asetenam? Mewɔ Yehowa mu gyidi sɛ ɔbɛma me nsa aka nea me ne m’abusua hia?’ Sɛ Yehowa hu sɛ yɛrebɔ yɛn ho mmɔden ayɛ nea ɔpɛ a, hwɛ sɛnea n’ani gye fa. (Mat. 6:​25-27, 33; Filip. 4:​12, 13) Ɛsɛ sɛ yɛtaa pɛɛpɛɛ yɛn mu hwɛ nneɛma a yedwen ho, na sɛ ehia sɛ yɛyɛ nsakrae bi a, yɛayɛ no ntɛm. Paul ka kyerɛɛ Korintofo no sɛ: “Monkɔ so nsɔ nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa; monkɔ so nhwehwɛ mo mu nhwɛ sɛnea mote ankasa.” (2 Kor. 13:5) Sɛ yebetumi akɔ so asesa yɛn adwene a, ehia sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm, yesua sɛ yebedwen te sɛ Onyankopɔn, na yɛyɛ nea ehia sɛ yɛyɛ biara na ama yɛatumi asɔ Yehowa ani.—1 Kor. 2:​14-16. w23.01 9 ¶5-6

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena