October
Benada, October 1
Meyi wo ayɛ wɔ asafo no mu.—Dw. 22:22.
Sɛ yɛn nyinaa bom to dwom, na yɛma mmuae a ɛtɔ asom a, ɛbɛma adesua no akɔ yiye. Ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛto dwom anaa wɔbɛma mmuae wɔ baguam. Wo nso, ɛyɛ den ma wo anaa? Sɛ saa a, hwɛ nea ebinom ayɛ de adi ɔhaw a ɛte saa so. Ɛba nnwonto a, ebinom ahu sɛ, sɛ wofi wɔn komam to a, ɛboa. Ade titiriw nti a yɛto Ahenni nnwom ne sɛ yɛde beyi Yehowa ayɛ. Enti sua nnwom no sɛnea wusua nea yebesua wɔ adesua ase no, na hwɛ sɛnea emu nsɛm no fa nea yebesua no ho. Afei nso, mfa w’adwene nkɔ sɛnea wobɛto no no so, mmom fa w’adwene si emu nsɛm no so. Mmuaema betumi ayɛ den ama ebinom. Dɛn na ɛbɛboa? Taa ma mmuae. Kae sɛ, sɛ wo mmuae no yɛ tiawa, na ɛma asɛntitiriw no yi ne ho a, eye. Sɛ yɛyere yɛn ho yi Yehowa ayɛ wɔ adesua ase a, n’ani sɔ paa. w22.04 7-8 ¶12-15
Wukuda, October 2
Yehowa ne me boafo; merensuro.—Heb. 13:6.
Asɛmfua “boafo” no, nea ɛkyerɛ ne obi a ɔyɛ ntɛm kɔboa obi a ɔresu hwehwɛ mmoa. Fa w’adwene bu sɛ Yehowa reyɛ ntɛm akɔboa obi a ɔwɔ ahohia mu. Wei ma yehu paa sɛ, Yehowa ayɛ krado, na ɔpɛ paa sɛ ɔboa yɛn. Sɛ Yehowa wɔ yɛn afã a, sɔhwɛ biara a yebehyia no, yebetumi de anigye agyina mu. Akwan a Yehowa fa so boa yɛn no, ebi ne sɛn? Momma yɛnkɔ Yesaia nhoma no mu nkɔpɛ mmuae no. Adɛn ntia? Nkɔmhyɛ a Onyankopɔn maa Yesaia kyerɛwee no, Onyankopɔn asomfo a ɛwɔ hɔ nnɛ no, emu pii fa wɔn ho. Ɛno da nkyɛn a, mpɛn pii no, sɛnea Yesaia ka Yehowa ho asɛm no, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte ase. Momma yɛmfa Yesaia ti 30 nyɛ ho nhwɛso. Saa ti no mu no, nsɛmfua a Yesaia de dii dwuma no, ɛma yetumi de yɛn adwene bu sɛnea Yehowa boa ne nkurɔfo. Yehowa nam akwan mmiɛnsa yi so na ɛboa yɛn: (1) Ɔto ne bo ase tie yɛn mpaebɔ, na obua. (2) Ɔma yɛn akwankyerɛ. (3) Ohyira yɛn nnɛ, na daakye nso obehyira yɛn. w22.11 8 ¶2-3
Yawda, October 3
Nsuro amanehunu a ɛrebɛto wo no. . . . Di nokware kosi owu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.—Adi. 2:10.
Nsɛm a Yesu ka kyerɛɛ anuanom a na ɛwɔ Smirna ne Filadelfia nsafo no mu no, ɔka kyerɛɛ Kristofo a ɛwɔ hɔ no sɛ, ɛnsɛ sɛ wosuro amanehunu, efisɛ sɛ wogyina mu kosi awiei a, wobenya so akatua. (Adi. 3:10) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehyia ɔsɔretia, na ɛsɛ sɛ yemia yɛn ani gyina ano. (Mat. 24:9, 13; 2 Kor. 12:10) Adiyisɛm nhoma no bɔ yɛn amanneɛ sɛ, Onyankopɔn nkurɔfo behyia ɔsɔretia wɔ “Awurade da” no mu, na ɛno ne bere a yɛwɔ mu yi. (Adi. 1:10) Adiyisɛm ti 12 ka sɛ, sɛ wɔwo Onyankopɔn Ahenni no pɛ a, ɔko bɛkɔ so wɔ soro. Mikael, Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no ne n’abɔfo, ne Satan ne ahonhommɔne no bɛko. (Adi. 12:7, 8) Onyankopɔn atamfo no bedi nkogu, na wɔatow wɔn agu asaase so. Ɛno bɛma asaase ne wɔn a ɛte so no ahu amane paa.—Adi. 12:9, 12. w22.05 5 ¶12-13
Fida, October 4
Yehowa yɛn Nyankopɔn mmu ntɛnkyea.—2 Be. 19:7.
Yehowa bu atɛntrenee bere nyinaa. Nnipa mu nyiyim biara nni n’akwan mu. Ɛremma da sɛ ɔbɛhwɛ obi ahoɔfɛ, ne sika, n’anuonyam anaa ne dom akyɛde ho ansa na ɔde ne bɔne akyɛ no. (1 Sam. 16:7; Yak. 2:1-4) Obiara rentumi nhyɛ Yehowa anaa ɔmma no braeb sɛ ɔnyɛ biribi. Onnyina abufuw anaa atenka so mmu atɛn da. (Ex. 34:7) Wei ma yehu paa sɛ Yehowa ne Ɔtemmufo papa paa, efisɛ ntease ne nhumu a ɔwɔ no de, adutwam. (Deut. 32:4) Hebri Kyerɛwnsɛm no akyerɛwfo hui sɛ Yehowa bɔnefakyɛ da mu fua. Ɛtɔ da na wɔreka Yehowa bɔnefakyɛ ho asɛm a, Hebri asɛmfua a wɔde di dwuma no, nhoma bi ka sɛ, “sɛ Onyankopɔn de obi bɔne kyɛ no a, ɛnna wɔde saa asɛmfua no di dwuma. Nanso sɛ onipa de ne yɔnko nipa bɔne kyɛ no a, wɔmfa saa asɛmfua no nni dwuma da, efisɛ saa bɔnefakyɛ no nni mu te sɛ Onyankopɔn de no.” Yehowa nko ara na ɔwɔ tumi sɛ ɔde ɔbɔnefo a wanu ne ho bɔne bɛkyɛ no korakora. w22.06 4 ¶10-11
Memeneda, October 5
Kyerɛkyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin mpo a, ɔremman mfi ho.—Mmeb. 22:6.
Sɛ woyɛ ɔbaatankoro a woretete wo mma anaa wo kunu nni asafo no mu a, nya awerɛhyem sɛ, wo nhwɛso pa no hyɛ wɔn a atwa wo ho ahyia no nkuran. Ntetee a wode ama wo ba nyinaa akyi no, sɛ ɔmfa ne ti nnye ɛ? Kae sɛ abatete de, ɛnyɛ da koro asɛm. Sɛ wode aba hyɛ fam anaa wudua biribi a, ɛtɔ da a, wuntumi nhu sɛ ebetumi anyin na asow. Ɛwom, worentumi nhu sɛ ɛbɛsow de, nanso wokɔ so ara gugu so sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi anyin. (Mar. 4:26-29) Ɛnanom binom wɔ hɔ a, saa ara na wɔn nso te nka; wontumi nhu sɛ nea wɔrekyerɛkyerɛ wɔn mma no ka wɔn koma anaa. Nea wo mma bɛyɛ daakye de, wunni so tumi. Nanso sɛ wokɔ so yɛ nea wubetumi nyinaa tete wɔn a, ɛbɛma wɔanya hokwan a wobetumi de abɛsom Onyankopɔn. w22.04 19-20 ¶16-17
Kwasida, October 6
Ahantan di ɔsɛe anim, na ahomaso honhom di ahwease anim.—Mmeb. 16:18.
Bere a na Solomon som Yehowa yiye no, na ommu ne ho ntra so. Ɔyɛ aberante no, ɔde ahobrɛase gye toom sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ, enti ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔnkyerɛ no nea ɔnyɛ. (1 Ahe. 3:7-9) Bere a Solomon bɛyɛɛ ɔhene no, ahyɛase no, na onim sɛ ahantan tumi ma nnipa hwe ase. Nanso akyiri yi, awerɛhosɛm ne sɛ, ɔno ara antumi amfa n’afotu no anyɛ adwuma. Bere a odii hene duu baabi no, ɔbɛyɛɛ ahomaso, na ofii ase buu Onyankopɔn mmara so. Ná mmara no baako ne sɛ, sɛ obi yɛ Hebrini na ɔyɛ ɔhene a, “ɛnsɛ sɛ ɔware mmea bebree na ne koma amman.” (Deut. 17:17) Nanso Solomon buu n’ani guu saa mmara no so, na ɔwaree mmea 700 ne mpenafo 300! (1 Ahe. 11:1-3) Ɛbɛyɛ sɛ Solomon adwene yɛɛ no sɛ biribiara ntumi nto no. Nanso ewiee ase no, twe a Solomon twee ne ho fii Yehowa ho no kɔfaa nsunsuanso bɔne brɛɛ no.—1 Ahe. 11:9-13. w22.05 23 ¶12
Dwoda, October 7
“Me treneeni de, gyidi na ɛbɛma wanya nkwa,” na “sɛ ɔsan n’akyi a, m’ani rennye ne ho.”—Heb. 10:38.
Nnipa a ɛwɔ hɔ nnɛ wɔ gyinae bi a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ wosi. Ɛne sɛ, wɔbɛtaa Yehowa Nyankopɔn akyi sɛ ɔno ne amansan yi Sodifo a ɔfata, anaa wɔbɛtaa ne tamfo tirimɔdenfo Satan Ɔbonsam akyi? Saa asɛm yi mu no, obi ntumi nka sɛ, ɔno de onni obiara afã. Gyinae a yɛn mu biara besi no, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ yebenya daa nkwa anaa daa nkwa bɛbɔ yɛn. (Mat. 25:31-33, 46) “Ahohiahia kɛse” no mu no, wɔbɛhyɛ yɛn mu biara agyirae ama nkwagye anaa ɔsɛe. (Adi. 7:14; 14:9-11; Hes. 9:4, 6) Sɛ woasi gyinae sɛ wobɛtaa Yehowa tumidi akyi a, ɛnde woasi gyinae pa. Seesei, wo ho pere wo sɛ wobɛboa afoforo ma wɔn nso asi gyinae pa. Wɔn a wɔde nokwaredi taa Yehowa tumidi akyi no benya nhyira. Ɛsɛ sɛ yesusuw nokwasɛm ahorow a ɛho hia yi ho. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛasi yɛn bo sɛ yɛrennyae Yehowa som da. Afei nso, yebetumi de nea yɛasua no aboa afoforo ama wɔasi gyinae abɛsom Yehowa, na wɔakɔ so asom no. w22.05 15 ¶1-2
Benada, October 8
‘Anigye ne mo sɛ nkurɔfo di atoro ka asɛmmɔne biara to mo so.’—Mat. 5:11.
Ɛsɛ sɛ yetie Yehowa, na ɛnyɛ yɛn atamfo. Hiob yɛɛ aso tiee Yehowa bere a ɔne no kasae no. Onyankopɔn ne Hiob susuw nsɛm bi ho ma ohui sɛ odwen ne ho. Wohwɛ mu a, nea na Onyankopɔn reka ne sɛ: ‘M’ani tua biribiara a ato wo no. Ɛyɛ wo sɛ w’asɛm mfa me ho anaa?’ Hiob brɛɛ ne ho ase, na ɔkyerɛe sɛ n’ani sɔ Yehowa papayɛ. Enti ɔkaa sɛ: “Mate wo ho asɛm, na seesei de, mede m’ani ahu wo.” (Hiob 42:5) Ɛbɛyɛ sɛ bere a Hiob kaa saa asɛm no, na ɔda so ara te nsõ no mu a akuru atutu ne ho nyinaa. Nanso Yehowa maa Hiob hui sɛ ɔda so dɔ no, na ɔmaa no awerɛhyem sɛ ogye no tom. (Hiob 42:7, 8) Ɛnnɛ nso, ebia nkurɔfo bedidi yɛn atɛm, na wɔabu yɛn sɛ yɛnsɛ hwee. Ebia wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe yɛn din anaa ahyehyɛde no din. Yɛhwɛ Hiob asɛm no a, yehu sɛ Yehowa wɔ yɛn mu ahotoso sɛ, sɛ yehyia sɔhwɛ a, yɛbɛkɔ so adi no nokware. w22.06 23-24 ¶15-16
Wukuda, October 9
Oguammaa no ayeforohyia adu.—Adi. 19:7.
Ɛwom sɛ wɔsɛe Babilon Kɛse no a, anigye kɛse bɛkɔ so wɔ soro, nanso biribi foforo wɔ hɔ a ɛbɛma anigye kɛse paa akɔ so wɔ hɔ. (Adi. 19:1-3) Nokwasɛm ne sɛ, ɛno ne dwumadi titiriw a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Ɛyɛ “Oguammaa no ayeforohyia.” Ansa na Armagedon ko no befi ase no, na 144,000 no mufo nyinaa wɔ soro. Nanso ɛnyɛ saa bere no na Oguammaa no ayeforohyia no bɛba so. (Adi. 21:1, 2) Oguammaa no ayeforohyia no bɛba so wɔ Armagedon ko no akyi. Saa bere no, na Onyankopɔn ayi n’atamfo nyinaa afi hɔ. (Dw. 45:3, 4, 13-17) Dɛn na ɛbɛkɔ so wɔ Oguammaa no ayeforohyia no ase? Wiɛ, sɛnea aware ka ɔbea ne ɔbarima bom no, saa ara na sɛnkyerɛnne kwan so aware yi nso te. Ɛka Ɔhene Yesu Kristo ne ‘n’ayeforo’ a wɔne 144,000 no bom. Saa dwumadi titiriw yi na ɛbɛkyerɛ sɛ aban foforo a ebedi asaase so mfe 1,000 no afi ase redi tumi.—Adi. 20:6. w22.05 17 ¶11-13
Yawda, October 10
‘Anigye ne akoa a ne wura behu no sɛ ɔreyɛ saa!’—Mat. 24:46.
Yesu ka too hɔ sɛ, awiei bere no mu no, ɔbɛpaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” bi a ɔbɛma yɛn honhom fam aduan. (Mat. 24:45) Saa ara nso na ɛte. Onyankopɔn nkurɔfo ne wɔn a wɔn ani gye asɛmpa no ho no, yɛn hwɛfo no nam mmarima kakraa bi a wɔasra wɔn so rema wɔn honhom fam “aduan bere a ɛsɛ mu.” Saa mmarima yi mmu wɔn ho atumfoɔ wɔ afoforo gyidi so. (2 Kor. 1:24) Mmom, wogye tom sɛ Yesu Kristo na ɔyɛ ne nkurɔfo so “panyin ne ɔsahene.” (Yes. 55:4) Efi afe 1919 reba no, wɔn a wɔn ani gye asɛmpa no ho no, akoa nokwafo no ayɛ nhoma ahorow pii, na aboa wɔn ama wɔanya hokwan asua nokware no afi Onyankopɔn Asɛm mu. Afe 1921 no, akoa no yɛɛ nhoma bi a wɔtoo din, The Harp of God sɛ ɛmmoa wɔn a wɔn ani gye asɛmpa no ho mma wonsua Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw no. Bere rekɔ so no, wɔyɛɛ nhoma afoforo kaa ho. Nhoma bɛn na ɛboaa wo ma wuhuu yɛn Agya a ɔwɔ soro no, na wodɔɔ no? w22.07 10 ¶9-10
Fida, October 11
Wobɛma magyina w’anim daa.—Dw. 41:12.
Yehowa ne obi a ne yam ye paa. Nea wode bɛma no biara, ɔbɛbɔ ho bebree ama wo. (Mar. 10:29, 30) Wiase a ɛregye nna awu yi mu mpo, ɔbɛma woanya asetena papa a edi mu na ahomeka wom. Wei yɛ aprapra-kwan-mu; daakye nso, ɔde pii bɛka ho ama wo. Wubetumi akɔ so asom w’Agya a ɔdɔ wo no afebɔɔ. Ɔdɔ a ɛwɔ wo ne w’Agya no ntam no bɛkɔ so ayɛ kɛse, na wobɛtena ase afebɔɔ sɛnea ɔno nso te hɔ afebɔɔ no. Sɛ wuhyira wo ho so na wobɔ asu a, ɛma wunya hokwan de biribi a ɛsom bo paa ma Yehowa. Adepa biara a wowɔ ne biribiara a ɛma w’ani gye no, ɔno na ɔde maa wo. Ɛno nti, ɔsoro ne asaase Wura no, wubetumi ama no biribi a onni. Ɛno ne sɛ wubefi wo pɛ mu de nokwaredi asom no. (Hiob 1:8; 41:11; Mmeb. 27:11) Sɛ ɛnyɛ wei na wopɛ sɛ wode w’asetena yɛ a, ɛnde dɛn bio? w23.03 6 ¶16-17
Memeneda, October 12
Aberante bɛyɛ dɛn ama n’abrabɔ ho atew? Ɛne sɛ ɔbɛhwɛ de w’asɛm abɔ ne bra.—Dw. 119:9.
Sɛ wudu wo mpanyin mfe so a, nna ho akɔnnɔ a wowɔ no mu betumi ayɛ den, na ebia ebinom bepiapia wo sɛ bu brabɔne. Satan yam a anka woagyaagyaa wo ho adi w’akɔnnɔ akyi. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woakɔ so abɔ bra pa? (1 Tes. 4:3, 4) Worebɔ mpae a, ka sɛnea wote nka paa no kyerɛ Yehowa, na srɛ no sɛ ɔnhyɛ wo den. (Mat. 6:13) Kae sɛ, Yehowa pɛ sɛ ɔboa wo, na ɛnyɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔtwe w’aso. (Dw. 103:13, 14) Mmɔ mmɔden sɛ wo nko ara wobɛkyekyere wo haw asoa. Nea ɛhaw wo no, ka ho asɛm kyerɛ w’awofo. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ nsɛm a ɛte saa no, wobɛka ho asɛm, nanso ɛho hia sɛ woyɛ saa. Sɛ wokenkan Bible na wudwinnwen nnyinasosɛm a ɛwom no ho a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wubesisi gyinae a ɛbɛsɔ Yehowa ani. Wubehu sɛ ɛnyɛ tebea biara na wuhia mmara pɔtee bi, efisɛ wobɛba abɛte Bible nnyinasosɛm ase. w22.08 5 ¶10-12
Kwasida, October 13
Sɛ obi nhwɛ ɔno ara ne nkurɔfo . . . a, wapo gyidi no.—1 Tim. 5:8.
Abusua ti a ɔyɛ Kristoni nim sɛ ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho hwɛ n’abusua. Sɛ woyɛ abusua ti a, ebia woredwen ho sɛ, ɛhe na wubenya sika de atɔ aduan ama w’abusua de bi atua wo dan ka. Ebetumi aba sɛ wusuro nso sɛ, sɛ w’adwuma fi wo nsa a, worennya foforo nyɛ. Ebi nso a wusuro sɛ, wosesa w’adwuma mu a, sika a wubenya no renso wo di. Satan afa saa kwan yi so ama nnipa pii agyae Yehowa som. Satan pɛ sɛ yɛn mu biara nya adwene sɛ ne ho nhia Yehowa, na ɔkwan a yɛbɛfa so ahwɛ yɛn abusua nso, ɛmfa ne ho. Enti anhwɛ a yɛbɛte nka sɛ, adwuma biara a yɛyɛ no, sɛ ɛne Bible nnyinasosɛm nhyia mpo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara so mu saa ara. w22.06 15 ¶5-6
Dwoda, October 14
Saa anidaso a yɛwɔ yi, ɛte sɛ sɛkyɛ ma ɔkra; etim hɔ na enhinhim.—Heb. 6:19.
Yenim sɛ yɛn Nyankopɔn no ‘wɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye, ne bo mfuw ntɛm, ne dɔ a enni huammɔ nni ano, na ne nokwaredi dɔɔso.’ (Ex. 34:6) Yehowa dɔ atɛntrenee. (Yes. 61:8) Sɛ yɛrehu amane a, ɛyɛ ne yaw, na wayɛ krado paa sɛ bere a wahyɛ no bɛso ama wayi amanehunu nyinaa afi hɔ. (Yer. 29:11) Hwɛ anigyesɛm a ɛte saa! Ɛnyɛ nwanwa sɛ yɛdɔ Yehowa saa! Ade foforo bɛn nti na yɛn ani gye nokware no ho? Nokware no de mfaso bebree brɛ yɛn. Yɛnhwɛ emu baako. Ɛno ne daakye ho anidaso a yɛwɔ no. Sɛnea sɛkyɛ ma po so hyɛn gyina faako no, yɛn nso sɛ yehyia sɔhwɛ a, Bible mu anidaso a yɛwɔ no betumi ama yɛagyina pintinn. Ɛnnɛ daa asɛm yi mu no, ɔsoro anidaso a Kristofo a wɔasra wɔn wɔ no, ɛno ho asɛm na na ɔsomafo Paul reka. Nanso, Kristofo a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asaase so no, wɔn nso, asɛm a ɔkae no fa wɔn ho. (Yoh. 3:16) Nokwasɛm ne sɛ, nea yɛasua afa anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛtena ase daa ho no, aboa yɛn ama yɛanya anigye wɔ asetena mu. w22.08 14-15 ¶3-5
Benada, October 15
Mommma abufuw no nntena hɔ nnkosi sɛ owia bɛtɔ.—Efe. 4:26.
Sɛ yebetumi agye anuanom adi a, gye sɛ yɛdɔ wɔn. Korintofo nhoma a edi kan ti 13 ka nea ɔdɔ yɛ, ne nea ɛnyɛ ho asɛm. Sɛ yesusuw ho a, ebetumi aboa yɛn ama yɛagye afoforo adi, na sɛ wodi yɛn huammɔ mpo a, yɛasan anya wɔn mu gyidi. (1 Kor. 13:4-8) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nkyekyɛm 4 no ka sɛ, “ɔdɔ wɔ abotare na ne yam ye.” Sɛ yɛyɛ Yehowa bɔne mpo a, onya yɛn ho abotare. Wei nti, sɛ yɛn nua bi ka asɛm anaa ɔyɛ biribi ma ɛhyɛ yɛn abufuw anaa ɛyɛ yɛn yaw a, ɛsɛ sɛ yenya ne ho abotare. Nkyekyɛm 5 toa so sɛ: “[Ɔdɔ] bo nhaw no. Ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu.” Yɛmpɛ sɛ, sɛ yɛn nua bi yɛ biribi tia yɛn a, yɛde hyɛ yɛn tirim na daakye yɛakɔfa ho asɛm aba. Ɔsɛnkafo 7:9 ka sɛ, ɛnsɛ sɛ ‘yɛyɛ ntɛm fa abufuw.’ Bɔ mmɔden sɛ wubehu anuanom sɛnea Yehowa hu wɔn no. Onyankopɔn dɔ wɔn, na ommu bɔne a wɔyɛ no ho akontaa. Enti yɛn nso, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa. (Dw. 130:3) Sɛ́ anka yɛde yɛn adwene besi wɔn mmerɛwyɛ so no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si wɔn suban pa so.—Mat. 7:1-5. w22.09 3-4 ¶6-7
Wukuda, October 16
‘Amanehunu mmere bɛba.’—Dan. 12:1.
Daniel nhoma no ma yehu nsɛm bi a ebesisi nnidiso nnidiso wɔ awiei bere no mu. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Daniel 12:1 ka sɛ Mikael a ɔne Yesu Kristo no ‘gyina hɔ ma Onyankopɔn man,’ anaa ogyina Onyankopɔn man akyi. Saa nkɔmhyɛ yi fii ase baa mu wɔ afe 1914 bere a wɔpaw Yesu sɛ Onyankopɔn soro Ahenni no so Hene no. Nanso, wɔka kyerɛɛ Daniel sɛ Yesu “bɛsɔre agyina” bere a “amanehunu a efi bere a ɔman bae ebi mmae da bɛba.” Saa “amanehunu” bere yi, ɛno ne “ahohiahia kɛse” a Mateo 24:21 ka ho asɛm no. Yesu bɛsɔre agyina, anaa obetwitwa agye Onyankopɔn nkurɔfo wɔ amanehunu bere no awiei wɔ Armagedon. Adiyisɛm nhoma no ka saafo yi ho asɛm sɛ wɔne ‘nnipakuw kɛse a wobefi ahohiahia kɛse no mu’ no.—Adi. 7:9, 14. w22.09 21 ¶4-5
Yawda, October 17
Nea wayɛ me bɔne no, ɔno na mɛpopa ne din afi me nhoma mu.—Ex. 32:33.
Mprempren edin a ɛwɔ nkwa nhoma no mu no, Onyankopɔn betumi apopa. Ɛte sɛ nea Yehowa de pɛnsere na akyerɛw. (Adi. 3:5) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden ma yɛn din ka saa nhoma no mu kosi sɛ Yehowa bɛkyerɛw no afebɔɔ te sɛ nea ɔde pɛn akyerɛw. Kuw baako a emufo din wɔ nkwa nhoma no mu ne wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wɔne Yesu nkodi ade wɔ soro no. Yɛhwɛ ɔsomafo Paul asɛm a ɔkyerɛw kɔmaa ne “mfɛfo adwumayɛfo” a na wɔwɔ Filipi no a, wɔn a wɔasra wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wɔne Yesu nkodi ade no, seesei wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu. (Filip. 4:3) Sɛ wɔn din bɛka nkwa nhoma no mu a, gye sɛ wɔkɔ so di nokware. Enti ansa na wobewu anaa ansa na ahohiahia kɛse no befi ase no, wɔbɛma wɔn ahyɛnsode a etwa to. Wei bɛkyerɛ sɛ wɔakyerɛw wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu afebɔɔ.—Adi. 7:3. w22.09 14 ¶3; 15 ¶5-6
Fida, October 18
Anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so!—Luka 11:28.
Fa no sɛ obi ayɛ aduan a wopɛ paa ama wo. Nanso esiane sɛ worepɛ ntɛm anaa w’adwene nyinaa wɔ biribi so nti, wudii no ntɛmntɛm, enti woante ne dɛ. Wuwiei no na wuhui sɛ wudii no ntɛmntɛm dodo, na wunyae a anka wotoo wo bo ase dii, na woate ne dɛ. Biribi a ɛte saa ato wo pɛn anaa? Bible no nso, emu yɛ dɛ paa, nanso sɛ wokenkan no ahoɔhare so a, biribi a ɛte saa betumi asi. Anhwɛ a worente nea worekan no ase. Enti to wo bo ase kenkan Onyankopɔn Asɛm no na te ne dɛ; twa asɛm no ho mfoni, fa no sɛ wowɔ hɔ bi, na wote nea ɛrekɔ so nyinaa, na dwinnwen nea woakenkan no ho. Woyɛ wei a, ɛbɛma w’ani agye paa. Yesu apaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no sɛ ɔmma yɛn honhom fam aduan bere a ɛsɛ mu, na ampa ara nso, ɔma yedidi yiye wɔ honhom fam. (Mat. 24:45) Biribiara a akoa nokwafo no de ma yɛn no, Kyerɛwnsɛm no paa na egyina so.—1 Tes. 2:13. w22.10 7-8 ¶6-8
Memeneda, October 19
Wɔn a wɔn ho adwo wɔn no di yɛn ho fɛw dodo.—Dw. 123:4.
Bible bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ awiei mmere no mu no, fɛwdifo bɛdɔɔso. (2 Pet. 3:3, 4) Wɔn “ankasa akɔnnɔ bɔne” na epiapia wɔn. (Yuda 7, 17, 18) Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanyɛ fɛwdifo? Ade baako a yɛbɛyɛ ne sɛ, wɔn a wonwiinwii wɔ biribiara ho no, yɛne wɔn remmɔ. (Dw. 1:1) Wei kyerɛ sɛ yɛrentie awaefo, na biribiara a wɔakyerɛw nso, yɛrenkan. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yebenwiinwii wɔ biribiara ho, na akwankyerɛ a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de ma yɛn no, yɛn adwenem ayɛ yɛn naa wɔ ho. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ saa a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ akwankyerɛ anaa nkyerɛkyerɛmu foforo biara ba a, ɛyɛ a minya ho asɛm ka anaa? Mekasa tia wɔn a edi nneɛma anim no anaa?’ Sɛ yɛyɛ ntɛm tu saa suban no ase a, Yehowa ani begye yɛn ho.—Mmeb. 3:34, 35. w22.10 20 ¶9-10
Kwasida, October 20
Israel fi de, wɔrentie wo.—Hes. 3:7.
Onyankopɔn honhom hyɛɛ Hesekiel den ma ɔyɛɛ adwuma a ɔde hyɛɛ ne nsa no. Ná ɛsɛ sɛ ɔka asɛm no kyerɛ nnipa a wɔyɛ “asobrakye na wɔn koma yɛ den” no. Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Mama w’anim ayɛ den te sɛ wɔn anim, na wo moma so ayɛ den te sɛ wɔn moma so. Mama wo moma so ayɛ sɛ dɛnkyɛmmo, na ayɛ den sen ɔbo. Nsuro wɔn na mmɔ hu wɔn anim.” (Hes. 3:8, 9) Yɛbɛka a, na Yehowa reka akyerɛ Hesekiel sɛ: ‘Mma nkurɔfo no asoɔden mmmu w’abam. Mɛhyɛ wo den.’ Ɛno akyi no, Onyankopɔn honhom maa Hesekiel so wɔ anisoadehu mu kɔɔ n’asaasesin mu ma ɔkɔkaa asɛm no. Hesekiel kyerɛwee sɛ: “Yehowa nsa soo me mu denneennen.” Asɛm a Yehowa de somaa Hesekiel no, egyee no nnawɔtwe ansa na ɔretumi akenkan ate ase yiye. (Hes. 3:14, 15) Afei, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ “asaasetraa” bi so, na ‘honhom baa ne mu’ wɔ hɔ. (Hes. 3:23, 24) Afei de, na Hesekiel ayɛ krado sɛ obefi n’adwuma no ase. w22.11 4-5 ¶8-9
Dwoda, October 21
O Yehowa, minsu nkosi da bɛn na woatie me? . . . Adɛn nti na wohwɛ ma nhyɛso kɔ so?—Hab. 1:2, 3.
Odiyifo Habakuk faa ahokyere pii mu. Eduu baabi no, na ɛreyɛ ayɛ no sɛ Yehowa nnwen ne ho. Enti ɔkaa ne komam nsɛm nyinaa kyerɛɛ Yehowa. Yehowa somfo nokwafo no mpae a ofi ne komam bɔe no, otiei. (Hab. 2:2, 3) Bere a Habakuk dwinnwenee sɛnea Yehowa gyee ne nkurɔfo ho no, n’ani san gyei bio. Obegye dii sɛ Yehowa dwen ne ho, na ɔbɛboa no ama wagyina sɔhwɛ biara ano. (Hab. 3:17-19) Dɛn na yesua fi mu? Sɛ wokɔ ahokyere mu a, bɔ Yehowa mpae na ka sɛnea wote nka kyerɛ no. Afei hwehwɛ mmoa fi ne hɔ. Woyɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma wo ahoɔden a wode begyina ano. Sɛ wuhu sɛ Yehowa reboa wo a, wubenya ne mu gyidi kɛse. Kɔ so yɛ nneɛma a ɛboa wo ma wobɛn Yehowa no. Woyɛ saa a, ɛremma wontew wo ho mfi Yehowa ho.—1 Tim. 6:6-8. w22.11 15 ¶6-7
Benada, October 22
Nokwarem mereka akyerɛ wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.—Luka 23:43.
Bere a Yesu ne akorɔmfo-werɛmfo mmienu a na wɔn nso sɛn dua so wɔ ne nkyɛn no rewu no, wɔhuu amane paa. (Luka 23:32, 33) Akorɔmfo-werɛmfo mmienu no nyinaa didii Yesu atɛm. (Mat. 27:44; Mar. 15:32) Nanso wɔn mu baako sesaa n’adwene. Ɔkaa sɛ: “Yesu, sɛ woba w’Ahenni mu a, kae me.” Yesu de kyerɛwsɛm a nnɛ daa asɛm no gyina so no na ɛmaa no mmuae. (Luka 23:39-42) Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ ɔkorɔmfo-werɛmfo no, ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yedwinnwen sɛnea Paradise asetena bɛyɛ ho. Nokwasɛm ne sɛ, Ɔhene Solomon ahenni a na asomdwoe wom no, yebetumi asua Paradise ho biribi afi mu. Afei nso, yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yesu a ɔyɛ kɛse sen Solomon ne wɔn a wɔne Yesu bedi ade no de nhyira pii bɛba asaase yi so. (Mat. 12:42) Enti, ɛda adi sɛ, nea ɛsɛ sɛ “nguan foforo” no yɛ na wɔatumi atena Paradise afebɔɔ no, ɛsɛ sɛ ɛho hia wɔn.—Yoh. 10:16. w22.12 8 ¶1; 9 ¶4
Wukuda, October 23
Wunya ma wo nne so su frɛ no a, sɛnea ɛte biara ɔbɛdom wo.—Yes. 30:19.
Yesaia ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yesu frɛ Yehowa a, ɔbɛto ne bo ase atie yɛn, na wayɛ ntɛm ayɛ yɛn abisade ama yɛn. Yesaia toaa so sɛ: “Ɔte ara pɛ, obegye wo so.” Saa asɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ, yɛn Agya no ayɛ krado, na ɔpɛ paa sɛ ɔboa wɔn a wosu frɛ no no. Wei a yenim no boa yɛn ma yɛde anigye gyina sɔhwɛ ano. Yehowa yɛ aso tie yɛn mu biara mpaebɔ. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Yɛhwɛ Yesaia ti 30 nkyekyɛm a edi kan no reba no a, yehu sɛ na Yehowa rekasa kyerɛ Israel man no nyinaa. Enti ɔde edinnsiananmu “mo” na edii dwuma wɔ nkyekyɛm no bi mu. Nanso nkyekyɛm 19 no, ɔde edinnsiananmu “wo” na edii dwuma, efisɛ na ɔrekasa akyerɛ ankorankoro. Yesaia kyerɛwee sɛ: “Worensu bio”; “sɛnea ɛte biara ɔbɛdom wo”; “obegye wo so.” Yehowa yɛ Agya a ɔdɔ yɛn, na esiane sɛ odwen yɛn mu biara ho nti, ɔno ankasa na ɔyɛ aso tie yɛn mpaebɔ.—Dw. 116:1; Yes. 57:15. w22.11 9 ¶5-6
Yawda, October 24
Momma mo ani nna hɔ sɛ awɔ, na monyɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm te sɛ mmuruburuw.—Mat. 10:16
Sɛ nkurɔfo sɔre tia yɛn na sɛ yɛkɔ so ka asɛmpa no kyerɛkyerɛ nkurɔfo a, ɛma yɛn ani gye, na yɛn asom dwo yɛn. Tete Kristofo no bere so no, bere a Yudafo atumfoɔ no hyɛɛ asomafo no sɛ wɔnnyae asɛm no ka no, saa mmarima anokwafo no tiee Onyankopɔn mmom. Wɔkɔɔ so kaa asɛmpa no, na saa adwuma no maa wɔn ani gyei. (Aso. 5:27-29, 41, 42) Sɛ atumfoɔ no mma yɛn kwan mma yɛnka asɛm no sɛnea yɛpɛ a, ɛnsɛ sɛ yegyae ka, nanso ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de sɔ Yehowa ani, na yɛka nkwagye asɛm no a, yebenya asomdwoe. Nya awerɛhyem sɛ, sɛ nneɛma mu yɛ den sɛ dɛn mpo a, yebetumi anya asomdwoe. Mmere a ɛtete saa mu no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, Yehowa nko ara na ɔde saa asomdwoe no ma. Sɛ yare bi tu atese, atoyerɛnkyɛm bi si, anaa nkurɔfo retan w’ani a, fa wo ho to no so. Bata n’ahyehyɛde no ho denneennen. Fa w’adwene bu daakye papa bi a ɛda w’anim no. Woyɛ saa a, ‘asomdwoe Nyankopɔn no ne wo bɛtena.’—Filip. 4:9. w22.12 21 ¶17-18
Fida, October 25
Monhyɛ suban foforo . . . no.—Efe. 4:24.
Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho na yɛatumi ayɛ saa. Subammɔne a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yi fi yɛn abrabɔ mu no bi ne ɔtan, abufuw, ne koko bɔne. (Efe. 4:31, 32) Adɛn nti na wei betumi ayɛ den? Efisɛ subammɔne no bi wɔ hɔ a agye ntini. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Bible ka sɛ nnipa bi wɔ hɔ a wɔn “bo fuw ntɛm”; ebinom nso “koko haw” wɔn. (Mmeb. 29:22) Subammɔne a agye ntini saa no, sɛ yɛbɔ asu wie mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho na yɛatumi adi so. (Rom. 7:21-23) Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubegyae subammɔne bi a, bɔ ho mpae kyerɛ Yehowa, na nya awerɛhyem sɛ obetie wo na waboa wo. (1 Yoh 5:14, 15) Ɛwom sɛ Yehowa remfa anwanwakwan so nyi saa subammɔne no mfi hɔ, nanso obetumi ama wo ahoɔden ma wode ayi afi w’akwan mu. (1 Pet. 5:10) Enti, bɔ mmɔden sɛ worenyɛ biribiara a ɛbɛkɔ akɔtwe suban dedaw no aba. Woyɛ saa a, na woreyɛ wo mpae no ho adwuma. Afei nso, mfa w’adwene nsi nneɛma a ɛbɛma woanya akɔnnɔ bɔne so.—Filip. 4:8; Kol. 3:2. w23.01 10 ¶7, 9-10
Memeneda, October 26
Nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.—1 Yoh. 4:21.
Ade baako a yɛyɛ de kyerɛ yɛn dɔ ne sɛ, yɛde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no. Obiara a yehyia no biara yɛka asɛm no bi kyerɛ no. Yɛnhwɛ obi kɔla, abusua a ofi mu, sika a ɔwɔ, anaa ne dibea ansa na yɛaka asɛm no akyerɛ no. Yɛyɛ saa a, na yɛreyɛ Yehowa apɛde, efisɛ nea ɔpɛ ne sɛ ‘nnipa ahorow nyinaa benya nokware no ho nimdeɛ a edi mu.’ (1 Tim. 2:4) Sɛ yɛdɔ yɛn nuanom a, ɛno nso kyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne Kristo. Sɛ wɔhyia sɔhwɛ a, yɛma wɔhu sɛ yedwen wɔn ho na yɛboa wɔn. Sɛ wɔn dɔfo bi wu a, yɛkyekye wɔn werɛ, wɔyare a, yɛkɔsra wɔn, na wɔn aba mu bu a, yɛyɛ nea yebetumi biara hyɛ wɔn nkuran. (2 Kor. 1:3-7; 1 Tes. 5:11, 14) Yɛkɔ so bɔ mpae ma wɔn efisɛ yenim sɛ “ɔtreneeni nkotosrɛ wɔ tumi kɛse.”—Yak. 5:16. w23.01 28-29 ¶7-8
Kwasida, October 27
Monkɔ so nhyehyɛ mo ho nkuran na monhyehyɛ mo ho den.—1 Tes. 5:11.
Sɛnea nkakrankakra ɔdansifo ho kokwaw wɔ n’adwuma mu no, yɛn nso sɛnea yɛhyɛ anuanom den no, nkakrankakra yebetumi atu mpɔn wom. Wɔn a bere bi wotumi gyinaa sɔhwɛ ano no, sɛ yɛka wɔn ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛbɛhyɛ wɔn den ma wɔatumi agyina sɔhwɛ ahorow ano. (Heb. 11:32-35; 12:1) Suban pa a afoforo wɔ no, sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ wɔn a ɛbɛboa ma asomdwoe atena asafo no mu. Afei nso, sɛ asɛm bi sɔre a, yɛbɛhwɛ sɛ yɛremma ɛnsɛe asafo no asomdwoe, na sɛ akasakasa bi wɔ yɛne afoforo ntam a, yɛbɛhwɛ asiesie ama asomdwoe aba. (Efe. 4:3) Bio nso, sɛ yɛde Bible no boa anuanom ma wohu sɛnea wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu, yɛboa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu, na yɛboa wɔn a wɔn gyidi ayɛ mmerɛw no a, ɛbɛhyɛ wɔn den. Sɛ yɛboa anuanom a ɛwɔ asafo no mu ma wɔn gyidi yɛ den a, yenya anigye ne akomatɔyam. Ɔdan de, ɛkyɛ kyɛ sɛ dɛn koraa a ɛbɛsɛe, nanso nea yɛyɛ de hyɛ anuanom den no de, yebetumi anya so mfaso afebɔɔ! w22.08 22 ¶6; 25 ¶17-18
Dwoda, October 28
Yehowa ankasa na ɔma nyansa; na n’anom na nimdeɛ ne nhumu fi ba.—Mmeb. 2:6.
Yesu ma yehuu suban bi a ehia sɛ yenya na sɛ yɛrekenkan Onyankopɔn Asɛm a, yɛatumi ate ase. Ɛno ne nhumu. (Mat. 24:15) Dɛn ne nhumu? Nea nhumu kyerɛ ne sɛ, wubehu sɛnea asɛm bi fa asɛm foforo ho, anaa sɛnea asɛm bi yɛ soronko wɔ asɛm foforo ho, anaa sɛnea wubedwen asɛm bi a wɔnhyɛɛ da nkaa no pen ho akɔ akyiri ahu nea ɛkyerɛ. Bio nso, sɛnea Yesu kyerɛe no, yehia nhumu na yɛatumi ahu nsɛm a ɛresisi a ɛkyerɛ sɛ Bible nkɔmhyɛ reba mu. Afei nso, biribiara a yɛbɛkenkan afi Bible mu no, yehia nhumu na yɛanya so mfaso kɛse. Yehowa ma n’asomfo nya nhumu. Enti ɛyɛ a bɔ no mpae na ka kyerɛ no sɛ ɔmmoa wo na nya nhumu. Wobɛyɛ dɛn ayɛ wo mpae no ho adwuma? To wo bo ase susuw nea woakenkan no ho, na hwɛ sɛnea ɛfa nea wunim dedaw ho. Wokan Bible mu asɛm bi a, yɛ ho nhwehwɛmu na te ase, na hwɛ sɛnea wode bɛyɛ adwuma wɔ w’asetenam. (Heb. 5:14) Sɛ wode nhumu kenkan ade a, ɛbɛma sɛnea wote Kyerɛwnsɛm no ase no akɔ anim. w23.02 10 ¶7-8
Benada, October 29
Ɛnam no so na yɛwɔ nkwa, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ.—Aso. 17:28.
Fa no sɛ w’adamfo bi akyɛ wo dan. Ɔdan no ho awaawae kakra na enwunu nso. Adwuma wɔ dan no ho de, nanso sɛ wɔretɔn a, ɛbɛyɛ dɔla ɔpepem pii. Yegye di sɛ wobɛkyerɛ dan no ho anisɔ na woahwɛ so yiye. Yɛn nso, Yehowa ama yɛn akyɛde a ɛsom bo paa, ɛno ne nkwa. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa de ne Ba no abɔ afɔre ama yɛn de akyerɛ sɛ yɛn nkwa som bo ma no paa. (Yoh. 3:16) Yehowa ne nkwa Farebae. (Dw. 36:9) Ná ɔsomafo Paul gye saa nokwasɛm yi tom, enti ɔkaa sɛ: “Ɛnam no so na yɛwɔ nkwa, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ.” (Aso. 17:25, 28) Enti yebetumi aka sɛ yɛn nkwa yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn. Ɔdɔ yɛn nti, nea yehia na ama yɛatumi atena ase no, ɔma yɛn nsa ka. (Aso. 14:15-17) Nanso Yehowa mmɔ yɛn nkwa ho ban anwanwakwan so. Mmom ɔpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya apɔwmuden, na yɛakɔ so asom no.—2 Kor. 7:1. w23.02 20 ¶1-2
Wukuda, October 30
Kyerɛw nsɛm a mɛka akyerɛ wo no nyinaa wɔ nhoma mu.—Yer. 30:2.
Yɛda Yehowa Nyankopɔn ase paa sɛ ɔde Bible no ama yɛn! Ɔnam Bible no so ma yenya afotu pa a ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ɔhaw a yehyia no nnɛ no ano. Afei nso, wama yɛanya anidaso sɛ daakye papa bi da yɛn anim. Nea ehia sen saa ne sɛ, Yehowa nam Bible no so ama yɛahu ne su ahorow. Sɛ yedwinnwen Onyankopɔn su ahorow a ɛyɛ fɛ no ho a, ɛka yɛn koma paa, na ɛtwe yɛn bɛn no ma yɛne no fa adamfo denneennen. (Dw. 25:14) Yehowa pɛ sɛ nkurɔfo hu no. Tete no, ɔnam dae, anisoadehu, ne abɔfo mpo so daa ne ho adi. (Num. 12:6; Aso. 10:3, 4) Nanso dae, anisoadehu, anaa nkrasɛm a abɔfo de bae no, sɛ wɔankyerɛw anto hɔ a, anka ɛbɛyɛ dɛn na yɛahu? Ɛno nti na nea Yehowa pɛ sɛ yehu no, ɔmaa mmarima ‘kyerɛw wɔ nhoma mu’ no. Esiane sɛ “nokware Nyankopɔn no kwan di mu” nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔkwan a ɔfa so ne yɛn di nkitaho no da mu fua, na ɛboa yɛn.—Dw. 18:30. w23.02 2 ¶1-2
Yawda, October 31
Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.—Aso. 20:35.
Fa botae papa sisi w’ani so. Fa botae a ɛbɛboa wo ma wo gyidi ayɛ den na woanya suban pa sisi w’ani so. (Efe. 3:16) Ebia wo kokoam adesua ne Bible akenkan a woyɛ no, wubetumi de asi w’ani so sɛ wobɛyere wo ho ayɛ no yiye. (Dw. 1:2, 3) Anaa wubetumi de asi w’ani so sɛ wobɛtaa abɔ mpae, na woama wo mpaebɔ no nso atu mpɔn. Nneɛma a wode gyigye w’ani ne sɛnea wode wo bere di dwuma no, ebia ebehia sɛ wohwɛ no yiye paa. (Efe. 5:15, 16) Sɛ woboa nkurɔfo a, ɛma wobɛyɛ Kristoni a ne ho akokwaw. Anuanom a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wɔyare wɔ w’asafo mu no, ebia wubetumi de asi w’ani so sɛ wobɛboa wɔn. Wohia biribi a, wubetumi akɔtotɔ abrɛ wɔn, anaa woaboa wɔn ama wɔahu sɛnea wɔde ɛlɛtrɔnik mfiri bedi dwuma. Wɔn a wonni asafo no mu nso, sɛ woka Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ wɔn a, ɛkyerɛ sɛ wodɔ wɔn. (Mat. 9:36, 37) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa si w’ani so sɛ wobɛyɛ bere nyinaa som adwuma no bi. w22.08 6 ¶16-17