Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es24 kr. 108-118
  • November

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • November
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2024
  • Nsɛmti Nketewa
  • Fida, November 1
  • Memeneda, November 2
  • Kwasida, November 3
  • Dwoda, November 4
  • Benada, November 5
  • Wukuda, November 6
  • Yawda, November 7
  • Fida, November 8
  • Memeneda, November 9
  • Kwasida, November 10
  • Dwoda, November 11
  • Benada, November 12
  • Wukuda, November 13
  • Yawda, November 14
  • Fida, November 15
  • Memeneda, November 16
  • Kwasida, November 17
  • Dwoda, November 18
  • Benada, November 19
  • Wukuda, November 20
  • Yawda, November 21
  • Fida, November 22
  • Memeneda, November 23
  • Kwasida, November 24
  • Dwoda, November 25
  • Benada, November 26
  • Wukuda, November 27
  • Yawda, November 28
  • Fida, November 29
  • Memeneda, November 30
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2024
es24 kr. 108-118

November

Fida, November 1

Mommma asɛm a aporɔw mmpue mmfi mo anom, na mmom monka nsɛm a ɛfata na ɛhyɛ nkurɔfo den.—Efe. 4:29.

Ɛnsɛ sɛ kasafĩ pue fi Kristoni anom. Nanso nsɛm a yɛka no bi wɔ hɔ a, anhwɛ a yɛrenhu sɛ ɛyɛ kasafĩ. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na nsɛm a ɛte saa nso ampue amfi yɛn anom. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ yɛreka nnipa a ɛsono wɔn amammerɛ, abusua ne ɔman a wofi mu ho asɛm a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛankasa antia wɔn. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛka nsɛm bi a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛredidi nkurɔfo atɛm. Ma wo kasa nhyɛ afoforo den. Yere wo ho kamfo afoforo sen sɛ wobɛkasa atia wɔn. Ná Yehowa ayɛ nneɛma pii ama Israelfo no a anka ɛsɛ sɛ wɔda no ase, nanso daa na wonwiinwii. Sɛ yɛtaa nwiinwii a, afoforo nso besuasua. Wobɛkae a, amanneɛbɔ a etu koma a mmarima du a wɔkɔhwɛɛ Bɔhyɛ Asaase no de bae no, ɛmaa “Israelfo nyinaa . . . nwiinwii tiaa Mose.” (Num. 13:31–14:4) Nanso sɛ yɛkamfo nkurɔfo a, ebetumi ama wɔn ani agye. Enti hwehwɛ hokwan a ɛbɛma woayi wo yam akamfo afoforo. w22.04 8 ¶16-17

Memeneda, November 2

Wɔwoo me ara pɛ na wɔde me hyɛɛ wo nsa; wone me Nyankopɔn fi me maame yam.—Dw. 22:10.

Sɛ wokan Bible a, wubehu sɛ efi tete nyinaa Yehowa aboa mmofra pii ama wɔabɛyɛ ne nnamfo. Sɛ wo mma no pɛ a, Yehowa betumi aboa wɔn nso ama wɔabɛsom no. (1 Kor. 3:​6, 7) Sɛ ɛte sɛ nea wo mma no mfi wɔn koma nyinaa mu nsom Yehowa mpo a, ɔbɛkɔ so de n’ani adi wɔn akyi. (Dw. 11:4) Wɔyɛ biribi ketekete mpo a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ “koma pa” a, Yehowa bɛtwe wɔn aba ne nkyɛn. (Aso. 13:48; 2 Be. 16:9) Obetumi aboa wo ma woanya asɛm pɔtee a wobɛka wɔ bere a ɛfata mu; ebia saa asɛm no paa na ehia sɛ wo mma te. (Mmeb. 15:23) Anaa ebia obekanyan onua anaa onuawa bi wɔ asafo no mu ma wafa wo mma no nnamfo. Sɛ wo mma no nyinyin mpo a, nea wokyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ wɔn mmofraase no, Yehowa betumi ama wɔakae bi. (Yoh. 14:26) Sɛ wokɔ so de wo kasa ne wo nneyɛe kyerɛkyerɛ wo mma a, Yehowa behyira wo. w22.04 21 ¶18

Kwasida, November 3

‘Ɔwɔ a ne ho yɛ hu no bo fuwii.’—Adi. 12:17.

Esiane sɛ Satan rentumi nkɔ soro bio nti, ɔde n’anibere bɛba abewie wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo no so; wɔn ne Onyankopɔn Ahenni no ananmusifo wɔ asaase so a “wokura Yesu ho adansedi adwuma” no mu no. (2 Kor. 5:20; Efe. 6:​19, 20) Afe 1918 mu no, atamfo dii atoro too anuanom a wodi asɛmpaka adwuma no anim no mu baawɔtwe so, na wodii wɔn asɛm kaa sɛ wɔnkɔda afiase mfe pii. Wɔn a wɔasra wɔn no adwuma no, na ɛte sɛ nea ‘wɔakum’ no, anaa aba awiei. (Adi. 11:​3, 7-11) Nanso March afe 1919 no, woyii anuanom a na wɔasra wɔn no fii afiase, na akyiri yi, sobo a wɔbɔɔ wɔn no, wotwaa ne nyinaa mu. Ɛhɔ ara na wɔsan de Ahenni adwuma no hyehyɛɛ so. Nanso wei amma Satan annyae ɔsɔretia a ɔde ba Onyankopɔn nkurɔfo so no. Efi saa bere no, Satan akɔ so de ɔsɔretia a ɛte sɛ “asubɔnten” aba Onyankopɔn asomfo nyinaa so. (Adi. 12:15) ‘Wei nti na ehia sɛ yɛn mu biara mia n’ani na onya gyidi no.’—Adi. 13:10. w22.05 5-6 ¶14-16

Dwoda, November 4

Metee wɔn a wɔahyɛ wɔn nsow no dodow; 144,000.—Adi. 7:4.

Anisoadehu bi a ɔsomafo Yohane nyae mu no, ohuu akuw mmienu bi a wɔtaa Yehowa tumidi akyi. Akuw mmienu no nyinaa nyaa daa nkwa. Kuw a edi kan no mufo yɛ 144,000. Wɔfaa wɔn fii asaase so sɛ wɔne Yesu nkodi ade wɔ soro. Wɔne Yesu bɛbom adi asaase so. (Adi. 5:​9, 10; 14:​3, 4) Anisoadehu no mu no, Yohane huu wɔn sɛ wɔne Yesu gyina Sion Bepɔw so wɔ soro. (Adi. 14:1) Efi asomafo no bere so besi nnɛ no, wɔapaw nnipa mpempem pii sɛ 144,000 no mufo. (Luka 12:32; Rom. 8:17) Nanso Yohane hui sɛ, ebedu awiei mmere no mu no, na wɔn mu kakraa bi pɛ na ɛda so wɔ asaase so. (Adi. 12:17) Sɛ ahohiahia kɛse no rekɔ so, na edu baabi a, wɔbɛfa saa nkaefo yi akɔ soro. Wɔde wɔn bɛkɔ akɔka 144,000 no mufo a wɔadi kan adi nokware akosi owu mu no ho. Wɔne Yesu bɛbom adi ade wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.—Mat. 24:31; Adi. 5:​9, 10. w22.05 16 ¶4-5

Benada, November 5

‘Tie me mmara nsɛm!’—Yes. 48:18.

Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ ɛnsɛ sɛ obiara bu ne ho sɛ ɔnsɛ hwee. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ti nwi mpo, wakan ne nyinaa.” (Mat. 10:30) Sɛ yɛn adwene taa yɛ yɛn sɛ yɛnsɛ hwee a, saa asɛm no kyekye yɛn werɛ paa. Wei kyerɛ sɛ yɛn soro Agya no dwen yɛn ho paa, na yɛsom bo ma no. Sɛ Yehowa ama kwan sɛ yɛnsom no, na obu yɛn sɛ yɛfata sɛ yɛkɔ wiase foforo no mu a, ɛnde ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ yɛnsɛ hwee. Bɛyɛ mfe 15 a atwam no, Ɔwɛn-Aban no kaa adwempa bi a ɛsɛ sɛ yenya ho asɛm. Ɛkaa sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛrempɛ sɛ yebebu yɛn ho atra so dodo ma yɛabɛyɛ ahomaso; saa ara nso na yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛne eyi bɔ abira na yɛanya adwene sɛ yɛmfata koraa. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yebebu yɛn ho sɛnea ɛsɛ, ɛne sɛ, yebenya adwene a ɛbɛma yɛahu nea yɛbɔ mu mmɔden ne nea yɛmmɔ mu mmɔden nso. w22.05 24-25 ¶14-16

Wukuda, November 6

Meresrɛ . . . sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ baako.—Yoh. 17:​20, 21.

Dɛn na yɛn mu biara yɛ a ɛbɛma baakoyɛ atena asafo no mu? Ɛne sɛ yɛbɛhwehwɛ asomdwoe. (Mat. 5:9; Rom. 12:18) Bere biara a yebetu anammɔn ama asomdwoe aba yɛne anuanom ntam no, yɛma honhom fam paradise no ahoɔfɛ no bi bɛka ho. Yɛma ɛtena yɛn adwene mu sɛ obiara a ɔwɔ honhom fam paradise no mu no, Yehowa na atwe no aba nokware som mu. (Yoh. 6:44) Yehowa asomfo a wɔsom bo ma no no, sɛ ohu sɛ yɛreyɛ nea yebetumi biara ama asomdwoe ne baakoyɛ atena yɛne wɔn ntam a, wo de hwɛ sɛnea n’ani begye afa! (Yes. 26:3; Hag. 2:7) Nhyira a Onyankopɔn de ma n’asomfo no, dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya so mfaso kɛse? Nea yesua wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho kɔ akyiri. Sɛ yesua ade na yedwinnwen ho a, ɛboa yɛn ma yenya suban pa. Ɛba saa a, ɛkanyan yɛn ma yenya ‘onuadɔ ma yɛn ho, na obiara pɛ ne yɔnko asɛm paa’ wɔ asafo no mu.—Rom. 12:10. w22.11 12-13 ¶16-18

Yawda, November 7

Mede wɔn mfomso bɛkyɛ wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.—Yer. 31:34.

Sɛ yegye tom sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn a, yenya “ahotɔ mmere.” Ebi ne asomdwoe ne ahonim pa. Saa bɔnefakyɛ no de, “Yehowa ankasa” nkyɛn na efi, na ɛnyɛ nnipa. (Aso. 3:19) Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ayɔnkofa a na yɛne no wɔ no, ɔsan ma yɛn nsa ka no pɛpɛɛpɛ te sɛ nea yɛnyɛɛ bɔne biara da. Sɛ Yehowa nya de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɔrenkɔfa ho asɛm mma bio anaa ɔrentwe yɛn aso nso wɔ ho bio da. (Yes. 43:25) Yehowa pia yɛn bɔne no kɔ akyirikyiri “sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no.” (Dw. 103:12) Sɛ yedwinnwen sɛnea Yehowa yi ne yam de bɔne kyɛ no ho a, ɛma anisɔ ne obu a yɛwɔ ma no no yɛ kɛse. (Dw. 130:4) Yehowa pɛ sɛ ɔde obi bɔne kyɛ no a, ɛnyɛ sɛnea bɔne no sõ anaa esua no na ɔhwɛ. Yehowa ne yɛn Bɔfo, yɛn Mmarahyɛfo ne yɛn Temmufo, enti ɔwɔ nimdeɛ paa. Wei nti, sɛ ɔpɛ sɛ ɔde obi bɔne kyɛ no a, ogyina saa nimdeɛ no so na ɛyɛ. w22.06 5 ¶12-14

Fida, November 8

Obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no, ɛsɛ sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.—Heb. 11:6.

Yehowa ama wɔn a ɛdɔ no nyinaa anya anidaso papa bi. Ɛrenkyɛ obetu yare, awerɛhow ne owu ase. (Adi. 21:​3, 4) Ɔbɛboa “ahobrɛasefo” a wɔde wɔn ani to ne so no ma wɔadan asaase yi paradise. (Dw. 37:​9-11) Seesei yɛne Yehowa wɔ ayɔnkofa a edi mu. Nanso saa bere no, ayɔnkofa a ɔbɛma yɛne no anya de, ɛbɛyɛ krabɛhwɛ. Wei ne anidaso papa paa no! Nanso dɛn na yebetumi agyina so agye adi sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa bɛba mu? Yehowa ne Ɔseadeɛyɔ no, enti yebetumi de yɛn ‘ani ato no so.’ (Dw. 27:14) Sɛ yɛde anigye ne ntoboase twɛn Onyankopɔn kosi sɛ ɔbɛma ne bɔhyɛ nyinaa aba mu a, ɛkyerɛ sɛ, yɛde yɛn ani ato Yehowa so. (Yes. 55:​10, 11) Momma yɛn nso yɛnkɔ so nni Yehowa nokware, efisɛ yenim sɛ “wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no,” otua wɔn ka. w22.06 20 ¶1; 25 ¶18

Memeneda, November 9

Mo Agya nim nneɛma a muhia koraa ansa na moabisa no.—Mat. 6:8.

Yehowa ne yɛn abusua Ti, enti asɛm a wama wɔakyerɛw wɔ 1 Timoteo 5:8 no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔno ara nso de bɛyɛ adwuma. Sɛ yegye di paa sɛ Yehowa dɔ yɛne yɛn abusua a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yebegye adi sɛ ɔbɛma yɛn nea yehia. (Mat. 6:​31-33) Yehowa pɛ sɛ ɔma yɛn nea yehia, na biribiara di adanse sɛ oyi ne yam kyɛ ade ma ɛboro so! Bere a ɔbɔɔ asaase no, ɛnyɛ nneɛma a ɛbɛma yɛatena nkwa mu nko ara na ɔde maa yɛn. Mmom, oyii ne yam de nneɛma a ɛbɛma yɛn ani agye paa hyɛɛ asaase so ma. (Gen. 2:9) Sɛ ɛtɔ da na kakraa bi na yɛwɔ a yɛde betwitwa yɛn ho mpo a, momma yɛnkae sɛ, sɛ ɛte sɛn koraa a, yɛn nsa kɔ yɛn ano. Ɛno kyerɛ sɛ Yehowa nnii yɛn huammɔ; ɔda so ara hwɛ yɛn. (Mat. 6:11) Momma yɛnkae sɛ, honam fam nneɛma biara a yɛde bɛbɔ afɔre nnɛ no, sɛ yɛde toto nea Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn no yɛ ma yɛn nnɛ ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no ho a, nea yɛde abɔ afɔre no sua koraa.—Yes. 65:​21, 22. w22.06 15 ¶7-8

Kwasida, November 10

Aduan a ɛyɛ den yɛ wɔn a wɔanyin no dea.—Heb. 5:14.

Ɛnyɛ wɔn a wɔn ani gye asɛmpa no ho nko ara na ehia sɛ wosua Bible na wohu Yehowa yiye. Ehia sɛ yɛn nyinaa yɛ saa. Ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ, sɛ yɛde nea yesua fi Bible mu no yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu “papa ne bɔne mu nsonsonoe.” Mmere a emu yɛ den yi mu a nnipa abrabɔ asɛe koraa no, ebetumi ayɛ den sɛ yɛde Yehowa akwankyerɛ bɛbɔ yɛn bra. Nanso, Yesu hwɛ sɛ yebenya nneɛma a yehia, na yɛasua ama yɛn gyidi ayɛ den. Nneɛma a yesua no nyinaa, efi Onyankopɔn Asɛm Bible a wɔnam ne honhom so kyerɛwee no mu. Sɛnea Yesu yɛe no, yɛn nso nidi a ɛsɛ fata Onyankopɔn din no, yɛde ma no. (Yoh. 17:​6, 26) Ɛho nhwɛso ne sɛ, afe 1931 no, yɛfaa edin Yehowa Adansefo a egyina Bible so no too yɛn so. Saa a yɛyɛe no kyerɛ sɛ, yɛpɛ sɛ nkurɔfo hu sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no din ho hia yɛn paa. (Yes. 43:​10-12) Nea ɛka ho bio ne sɛ, Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no de Onyankopɔn din no ahyɛ baabi a ɛfata sɛ ɛhyɛ biara wɔ n’Asɛm no mu. w22.07 11 ¶11-12

Dwoda, November 11

W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.—Dw. 119:105.

Bible mu nokware foforo nso ne Onyankopɔn Ahenni ho Asɛmpa no. Nokware a ɛfa saa Ahenni no ho no, Yesu de totoo agyapade bi a wɔde ahintaw ho. Yesu kaa wɔ Mateo 13:44 sɛ: “Ɔsoro Ahenni te sɛ agyapade bi a wɔde ahintaw wuram a obi kohui na ɔde siei. Anigye a onyae nti, ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa kɔtɔɔ saa asaase no.” Hyɛ no nsow sɛ ɔbarima no amfa ansi n’ani so sɛ ɔrekɔhwehwɛ agyapade. Nanso bere a ohui no, ɔde nneɛma pii bɔɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a ne nsa bɛka. Nea ɛwom ne sɛ ɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa. Adɛn ntia? Efisɛ na onim sɛ saa agyapade no som bo paa. Ɛnnɛ, Yehowa som ma yɛn ani gye paa, na yɛwɔ anidaso sɛ yebenya daa nkwa bere a Onyankopɔn Ahenni no redi yɛn so no. Saa anigye no, biribiara nni wiase yi mu a yebetumi de atoto ho. Hokwan a yɛanya ne Yehowa afa adamfo denneennen no, ɛsom bo sen biribiara a yɛde bɛbɔ afɔre. Nea ɛma yɛn ani gye paa ne sɛ ‘yɛbɛsɔ n’ani koraa.’—Kol. 1:10. w22.08 15 ¶8-9; 17 ¶12

Benada, November 12

Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?—Gen. 39:9.

Ɛyɛɛ dɛn na Yosef hui sɛ Onyankopɔn bu awaresɛe sɛ “amumɔyɛsɛm”? Yosef ne Potifar yere asɛm no sii no, Mose Mmara a emu baako ne, “Nsɛe aware” no, bɛyɛ mfe ahanu akyi ansa na ɛreba. (Ex. 20:14) Nanso na Yosef nim Yehowa paa, enti na onim sɛ ɛnyɛ ade a Yehowa bɛpene awaresɛe so. Ná Yosef nim paa sɛ Yehowa hyehyɛɛ aware sɛ ɔbarima biara benya ɔyere baako, na ɔbea biara nso anya okunu baako. Afei nso, ɛnyɛ dɛn ara a na wate sɛ Yehowa twitwa gyee ne nanankansowa Sara mprenu bere a ahemfo bi yɛe sɛ wɔne no bɛsɛe aware no. (Gen. 2:24; 12:​14-20; 20:​2-7) Bere a Yosef dwinnwen nsɛm a ɛte saa ho no, ohuu nea Onyankopɔn pɛ ne nea ɔmpɛ. Esiane sɛ na Yosef dɔ Onyankopɔn nti, Yehowa mmara a ɛfa adetrenee ho nso, na n’ani gye ho paa. Wei nti, na wasi ne bo sɛ obedi so. w22.08 26 ¶1-2

Wukuda, November 13

Wɔn a wɔadeda wɔ fam dɔte mu no bebree benyan. Ebinom benya daa nkwa.—Dan. 12:2.

Bere bi a atwam no, yɛkaa sɛ owusɔre a nkɔmhyɛ yi ka ho asɛm no bɛkɔ so wɔ awiei mmere no mu, na ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so owusɔre a ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn asomfo bɛsan akeka wɔn ho bio wɔ ne som mu, nanso yɛahu sɛ ɛnte saa. Mmom, wɔn a wobenyan wɔn wɔ wiase foforo a ɛreba no mu no, wɔn na nkɔmhyɛ no fa wɔn ho. Adɛn nti na yɛreka saa? Asɛmfua “dɔte” no pue wɔ Hiob 17:16 nso, na ɛhɔ no, ɛne “Ɔdamoa” nyinaa kyerɛ ade koro. Saa nokwasɛm yi ma yehu sɛ owusɔre a Daniel 12:2 ka ho asɛm no nyɛ sɛnkyerɛnne kwan so de, na mmom ɛyɛ owusɔre paa a ɛbɛkɔ so bere a awiei bere no atwam na Armagedon aba awiei no. Daniel 12:2 ka sɛ wobenyan ebinom ma wɔanya “daa nkwa.” Saa asɛm no kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, wɔn a wobenyan wɔn na wɔasua Yehowa ne Yesu ho ade ahu wɔn na wɔakɔ so ayɛ osetie ama wɔn wɔ mfirihyia 1,000 no mu no, wɔn na awiei koraa no wobenya daa nkwa.—Yoh. 17:3. w22.09 21 ¶6-7

Yawda, November 14

[Ɔdɔ] gye biribiara di.—1 Kor. 13:7.

Saa asɛm no nkyerɛ sɛ Yehowa pɛ sɛ yegye afoforo di kɛkɛ, na mmom nea enti a ɔpɛ sɛ yegye wɔn di ne sɛ, wɔada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ anokwafo. Worentumi nka nkyerɛ obi sɛ ommu wo anaa onnye wo nni. Egye bere na obi atumi ayɛ saa. Ɛnde, wobɛyɛ dɛn agye anuanom adi? Bɔ mmɔden hu wɔn yiye. Wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ wɔ adesua ase. Wo ne wɔn nyɛ nhyehyɛe nkɔ asɛnka. Nya wɔn ho abotare, na ma wɔn akwannya a wobetumi de akyerɛ sɛ wɔyɛ anokwafo. Obi a wopɛ sɛ wuhu no yiye no, ahyɛase no de, ebia ɛnyɛ wo kokoam nsɛm nyinaa na wobɛka akyerɛ no. Nkakrankakra bere a mo ayɔnkofa no mu reyɛ den no, ebia ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wobɛka wo komam nsɛm akyerɛ no. (Luka 16:10) Nanso sɛ onua bi yi wo kokoam asɛm adi a, dɛn na wubetumi ayɛ? Nyɛ ntɛm ne no ntwa ayɔnkofa mu, na mmom ma no bere. Anuanom kakraa bi a ebia wɔadi wo huammɔ nti, nka sɛ worennye onua biara nni bio. w22.09 4 ¶7-8

Fida, November 15

Yehowa aniwa kyini asaase so baabiara.—2 Be. 16:9.

Asafo mu panyin bi a ne din de Miqueas tee nka sɛ anuanom a wodi nneɛma anim wɔ asafo no mu no bi ne no anni no yiye koraa. Ne nyinaa akyi no, ɔmaa n’ani daa hɔ, na ɔyeree ne ho hyɛɛ ne ho so. Ná ɔtaa bɔ Yehowa mpae srɛ no sɛ ɔmma no honhom kronkron, na ɔnhyɛ no den na watumi agyina nea ɔrefa mu no ano. Afei nso, ɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ asafo nhoma mu pɛɛ nsɛm a ebetumi aboa no. Dɛn na yesua fi mu? Sɛ wote nka sɛ onua anaa onuawa bi ne wo anni no yiye a, ka wo koma to wo yam, na bɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ wo ho so na woannya adwene a ɛnteɛ. Ebia wunnim nea ɛmaa onii no kasae saa, anaa ɔyɛɛ n’ade saa. Enti ka w’asɛm nyinaa kyerɛ Yehowa, na srɛ no sɛ ɔmmoa wo mma wunhu asɛm no sɛnea onii no hu no no. Hu sɛ ɛnyɛ sɛ wo nua no ahyɛ da pɛ sɛ ɔyɛ wo bɔne; ɛno betumi ama woabu w’ani agu nea wayɛ wo no so. (Mmeb. 19:11) Kae sɛ, Yehowa nim nea worefa mu, na ɔbɛma wo ahoɔden a wode begyina ano.—Ɔsɛnk. 5:8. w22.11 21 ¶5

Memeneda, November 16

Metwe me ho fi nyaatwomfo ho.—Dw. 26:4.

Fa nnamfo a wɔdɔ Yehowa. Nnamfo a wobɛfa no betumi aboa wo ama woanya nkɔso abɛyɛ Kristoni a ne ho akokwaw. (Mmeb. 13:20) Julien a seesei ɔyɛ asafo mu panyin no ka sɛ: “Misua no, asɛnka boaa me ma minyaa nnamfo pa. Ná me nnamfo no yere wɔn ho wɔ asɛnka adwuma no mu, na wɔma mihui sɛ asɛnka adwuma no yɛ dɛ. . . . Mibehui sɛ na nnamfo pa bebree abɔ me efisɛ m’atipɛnfo nko ara na na wɔyɛ me nnamfo.” Sɛ asafo no muni bi suban nti, wofa no adamfo na ɛbɛsɛe wo ne Yehowa ntam nso ɛ? Ná Paul nim sɛ tete Kristofo asafo no mu no, ebinom wɔ hɔ a na wɔn suban nye, enti ɔbɔɔ Timoteo kɔkɔ sɛ ɔntwe ne ho mfi wɔn ho. (2 Tim. 2:​20-22) Yɛne Yehowa ayɔnkofa som bo ma yɛn paa. Enti, adwumaden a yɛayɛ ne yɛn soro Agya no anya ayɔnkofa a ɛte saa no, ɛnsɛ sɛ yɛma obiara sɛe no. w22.08 5-6 ¶13-15

Kwasida, November 17

Twe wo ho fi ɔkwasea ho.—Mmeb. 14:7.

Ebinom kyi Onyankopɔn afotu, nanso yɛn de, yɛn ani gye Onyankopɔn akwan ne ne mmara ho. Wɔn a wontie Onyankopɔn no, sɛ yɛhwɛ nsunsuanso a ɛde brɛ wɔn na yɛde toto nhyira a wɔn a wɔyɛ osetie no nya ho a, ebetumi ama yɛn ani agye Onyankopɔn mmara ho paa. Wo de, hwɛ ɔhaw a nkurɔfo asoa agu wɔn ho so esiane sɛ wɔapo Yehowa afotu nti. Nanso esiane sɛ wutie Onyankopɔn nti, hwɛ sɛnea asi wo yiye. (Dw. 32:​8, 10) Yehowa ama yɛn nyinaa hokwan a yɛde betie ne nyansa, nso ɔnhyɛ obiara sɛ ontie. Nanso wɔn a wontie ne nyansa no, ɔma yehu nea ɛbɛto wɔn. (Mmeb. 1:​29-32) “Wobetwa wɔn nneyɛe so aba.” Ebedu baabi no, ɔbra a wɔwom no, nea ɛde bɛbrɛ wɔn ara ne ateetee ne amanehunu, na akowie ɔsɛe mu. Nanso wɔn a wotie Yehowa nyansa na wɔde bɔ wɔn bra no, ɔhyɛ wɔn bɔ sɛ: “Nea otie me no de, ɔbɛtena hɔ komm, na ne ho adwo no a onsuro mmusu.”—Mmeb. 1:33. w22.10 21 ¶11-13

Dwoda, November 18

Anigye ne obiara a osuro Yehowa, na ɔnantew n’akwan so.—Dw. 128:1.

Sɛ yesuro Yehowa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ yebu no paa, enti yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribiara a n’ani nnye ho. (Mmeb. 16:6) Wei nti, nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ ne nea ɔmpɛ sɛ yɛyɛ a waka ho asɛm wɔ Bible mu no, yɛyere yɛn ho paa sɛ yebedi so. (2 Kor. 7:1) Sɛ yɛyɛ nea Yehowa ani gye ho na yɛtwe yɛn ho fi nea ɔmpɛ ho a, yɛn ani begye. (Dw. 37:27; 97:10; Rom. 12:9) Ɛwom, ebia obi nim sɛ Yehowa na ɔwɔ tumi sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne, nanso ɛsɛ sɛ ogye Onyankopɔn akwankyerɛ tom na ɔde bɔ ne bra. (Rom. 12:2) Yɛn nneyɛe na yɛde kyerɛ sɛ yegye di paa sɛ, sɛ yɛde Yehowa akwankyerɛ bɔ yɛn bra a, ɛno na ɛbɛma asi yɛn yiye paa. (Mmeb. 12:28) Dawid tee nka saa ara, efisɛ ɔkaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Woma mihu nkwa kwan. Ahurusidi kɛse wɔ w’anim; anigye wɔ wo nifa so daa.”—Dw. 16:11. w22.10 8 ¶9-10

Benada, November 19

Ɔba no ankasa rentumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea ohu sɛ Agya no yɛ.—Yoh. 5:19.

Yesu ammu ne ho antra so; ɔbrɛɛ ne ho ase. Ansa na Yesu reba asaase so no, ɔyɛɛ nneɛma akɛseakɛse bebree de som Yehowa. Wɔnam Yesu so na ‘ɛbɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asaase so.’ (Kol. 1:16) Bere a Yesu bɔɔ asu no, ɛbɛyɛ sɛ ɔkaee nneɛma a ɔyɛe bere a na ɔwɔ ne Papa nkyɛn no. (Mat. 3:16; Yoh. 17:5) Nanso saa nimdeɛ no amma Yesu anyɛ ahantan. Wanyɛ biribiara nso a ɛkyerɛ sɛ ɔkyɛn afoforo. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wamma asaase so sɛ “wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa ayɛ agyede de agye nnipa bebree.” (Mat. 20:28) Afei nso, ɔde ahobrɛase kaa sɛ ɔno ara rentumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee. Momma yɛnka, na Yesu brɛ ne ho ase paa! Nea Yesu yɛe no yɛ nhwɛso a edi mu paa a ɛsɛ sɛ yesuasua. w22.05 24 ¶13

Wukuda, November 20

‘San bra Yehowa nkyɛn.’—Yes. 55:7.

Sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔde bɔne kyɛ a, ade baako a ɛyɛ a ɔhwɛ ne sɛ, na ɔbɔnefo no nim sɛ nea na ɔreyɛ no yɛ bɔne anaa. Yesu kyerɛkyerɛɛ wei mu fann wɔ Luka 12:​47, 48. Sɛ obi boapa bɔ ne tirim pɔw yɛ bɔne a onim paa sɛ Yehowa kyi a, na wayɛ bɔne a ɛsõ. Sɛ obi yɛ saa a, anhwɛ a na Yehowa amfa ankyɛ no. (Mar. 3:29; Yoh. 9:41) Ɛba saa a, obetumi anya bɔnefakyɛ anaa? Yiw! Ade foforo nso a Yehowa hwɛ ne sɛ, ɔbɔnefo no anu ne ho ampa anaa. Ɛne sɛ “ɔbɛsakra n’adwene, ne suban anaa nea esi n’ani so.” Nea ɛka ho ne sɛ nneɛma bɔne a wayɛ anaa nneɛma pa a ɛsɛ sɛ ɔyɛ a wanyɛ no, obedi ho yaw anaa obedi ho awerɛhow paa. Obi a wanu ne ho no, ɛnyɛ bɔne a wayɛ no nko ara na odi ho yaw, mmom, nea ɛma ɔyɛɛ mmerɛw a ɛde no kɔɔ bɔne mu no, odi ɛno nso ho yaw. w22.06 5-6 ¶15-17

Yawda, November 21

Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase sɛ Kristo Yesu akyidifo nyinaa, nkurɔfo bɛtan wɔn ani.—2 Tim. 3:12.

Anuanom a edi nneɛma anim wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no, yɛn atamfo tumi fa nsɛm ho amanneɛbɔ ne Intanɛt so keka wɔn ho atosɛm. (Dw. 31:13) Wɔakyere anuanom no bi abɔ wɔn sobo sɛ wɔyɛ nsɛmmɔnedifo. Tete Kristofo no bere so no, biribi saa na esii bere a wotwaa atoro too ɔsomafo Paul so, na wɔkyeree no no. Bere a wɔkyeree ɔsomafo Paul too afiase wɔ Roma no, tete Kristofo no bi yii ne baako hyɛɛ ne nsa. (2 Tim. 1:​8, 15; 2:​8, 9) Wunhu sɛ na ɛbɛyɛ Paul yaw paa? Ná Paul afa ahokyere pii mu, na na ɔde ne nkwa mpo ato hɔ ama wɔn. (Aso. 20:​18-21; 2 Kor. 1:8) Kristofo a woyii Paul baako hyɛɛ ne nsa bere a na ohia wɔn no, mommma yɛnnyɛ sɛ wɔn da! Enti sɛ Satan tu n’ani si anuanom a edi nneɛma anim no so a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwanwa. Ne botae ne sɛ, ɔbɛma saa anuanom yi adan wɔn akyi akyerɛ Yehowa, na wahunahuna yɛn. (1 Pet. 5:8) Kɔ so boa anuanom na bata wɔn ho kosi awiei.—2 Tim. 1:​16-18. w22.11 16-17 ¶8-11

Fida, November 22

Enti wunsuro Onyankopɔn koraa?—Luka 23:40.

Ɔkorɔmfo-werɛmfo a onuu ne ho a na wɔabɔ no asɛnduam wɔ Yesu nkyɛn no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ Yudani. Ná Yudafo no som Onyankopɔn baako pɛ, nanso amanaman mufo no de, na wɔsom anyame pii. (Ex. 20:​2, 3; 1 Kor. 8: 5, 6) Sɛ ɔkorɔmfo-werɛmfo yi yɛ amanaman muni a, kyerɛwsɛm a nnɛ daa asɛm no gyina so no, anka ebia obebisa sɛ: “Enti wunsuro anyame no koraa?” Afei nso, wɔansoma Yesu amanaman mufo no nkyɛn; “Israel fi nguan a wɔayera no” nkyɛn na wɔsomaa no. (Mat. 15:24) Ná Onyankopɔn ama Israelfo no ahu sɛ obenyan awufo. Ebetumi aba sɛ na ɔkorɔmfo-werɛmfo a wanu ne ho no nim wei. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɔkae no a, onyaa adwene sɛ Yehowa benyan Yesu ma wakodi ade wɔ Onyankopɔn Ahenni mu. Ɛbɛyɛ sɛ ɔbarima no nyaa anidaso sɛ Onyankopɔn benyan ɔno nso. Ɔkorɔmfo-werɛmfo a na wanu ne ho no, sɛ na ɔyɛ Yudani a, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ na wate Adam ne Hawa ho asɛm. Enti bere a Yesu kaa Paradise a ɛho asɛm wɔ Luka 23:43 kyerɛɛ no no, ɛbɛyɛ sɛ ohui sɛ paradise no bɛyɛ turo fɛfɛɛfɛ bi wɔ asaase so daakye.—Gen. 2:15. w22.12 8-9 ¶2-3

Memeneda, November 23

Eyinom nyinaa de adwenkoro bɔɔ mpae daa.—Aso. 1:14.

Sɛ yebetumi aka asɛm no a gye sɛ Onyankopɔn honhom boa yɛn. Adɛn ntia? Efisɛ Satan ko tia yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebegyae asɛnka adwuma no. (Adi. 12:17) Nnipa ani so de, sɛ wɔde yɛn toto Satan ho a, yɛte sɛ edwie. Nanso yɛnam asɛnka adwuma no so redi no so nkonim. (Adi. 12:​9-11) Ɔkwan bɛn so? Sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no bi a, yɛma Satan hu sɛ yensuro n’ahunahuna no. Bere biara a yɛbɛka asɛm no bi no, yɛma Satan di nkogu. Enti, yebetumi aka sɛ honhom kronkron ma yɛn ahoɔden, na Yehowa nso taa yɛn akyi. (Mat. 5:​10-12; 1 Pet. 4:14) Ɔhaw biara a ebia yebehyia wɔ asɛnka mu no, Onyankopɔn honhom bɛhyɛ yɛn den ama yɛatumi adi so. (2 Kor. 4:​7-9) Sɛ saa a, ɛnde dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛakɔ so anya Onyankopɔn honhom no? Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so srɛ honhom kronkron no, na yenya awerɛhyem sɛ Yehowa betie yɛn mpaebɔ. w22.11 5-6 ¶10-11

Kwasida, November 24

Anuanom, yetu mo fo sɛ wɔn a wɔnenam basabasa no, mommɔ wɔn kɔkɔ; wɔn a wɔabotow no, monkyekye wɔn werɛ; wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, mommoa wɔn; munnya nnipa nyinaa ho abotare.—1 Tes. 5:14.

Ade a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom ne sɛ, yɛyere yɛn ho ma asomdwoe tena yɛne wɔn ntam. Sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no, yemia yɛn ani suasua no. Yɛn bɔne nti, sɛ Yehowa fi ne pɛ mu maa ne Ba no bewu maa yɛn a, yɛn nso, sɛ yɛn nuanom yɛ yɛn bɔne a, wohwɛ a ɛnsɛ sɛ yeyi yɛn yam de kyɛ wɔn anaa? Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ sɛ akoa bɔne a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho baako bi mu no. Bere a ne wura de ɛka kɛse a ɔde no kyɛɛ no no, ɔno de, ɛka ketewa a ne yɔnko akoa bi de no no, wamfa ankyɛ no. (Mat. 18:​23-35) Sɛ mente-me-ho-ase bi wɔ wo ne asafo no muni bi ntam a, wubetumi atu anammɔn ne no akosiesie mo ntam ansa na woakɔ Nkaedi no anaa? (Mat. 5:​23, 24) Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wodɔ Yehowa ne Yesu paa. w23.01 29 ¶8-9

Dwoda, November 25

Nea ɔdom mmɔborɔwa no, ɔde bɔ Yehowa bosea.—Mmeb. 19:17.

Ɔkwan baako a wubetumi afa so ahu nea anuanom hia ne sɛ wode anifere bebisa wɔn nsɛm. (Mmeb. 20:5) Wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Wɔwɔ aduan, nnuru, ne nneɛma foforo a wɔbehia? Wɔn adwuma reyɛ afi wɔn nsa, anaa wɔnni sika a wɔde betua wɔn dan ka? Sɛ aban wɔ mmoa bi a, wɔbehia yɛn mmoa na wɔn nsa aka anaa?’ Yehowa pɛ sɛ yɛn nyinaa hyɛ afoforo nkuran na yɛboa wɔn. (Gal. 6:10) Ade ketewaa bi a yɛbɛyɛ ama obi a ɔyare de akyerɛ sɛ yɛdɔ no no, ebetumi ahyɛ no nkuran paa. Abofra bi betumi ne ne maame anaa ne papa akɔsra onua bi akɔhyɛ no nkuran. Aberante anaa ababaa betumi akodi gua ama onuawa bi anaa wayɛ nneɛma bi ama no. Afoforo nso betumi ayɛ aduan akɔma obi a ɔyare. Afei, sɛ yare bi tu atese a, mpɛn pii no mpanyimfo no nni adaagye koraa. Ɛno nti, ɛyɛ a anuanom binom kyerɛw krataa kɔda wɔn ase. Sɛ yɛyɛ yɛn fam de, na ‘yɛkɔ so hyehyɛ yɛn ho nkuran na yɛhyehyɛ yɛn ho den’ a, hwɛ ne fɛ!—1 Tes. 5:11. w22.12 22 ¶2; 23 ¶5-6

Benada, November 26

Mudi mfomso pii.—Mar. 12:27.

Nhoma nnum a edi kan wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, na Sadukifo no nim mu yiye, nanso nsɛm bi a ɛho hia a ɛwɔ nhoma a efi Onyankopɔn hɔ yi mu de, wɔbuu wɔn ani guu so. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, yɛnhwɛ sɛnea Yesu buaa Sadukifo no bere a wɔkobisaa no owusɔre ho asɛm no. Obisaa wɔn sɛ: “Monkenkanee Mose nhoma no mu asɛm a ɛfa nwura ho no? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’” (Mar. 12:​18, 26) Ɛwom sɛ na Sadukifo no akenkan saa asɛm no mpɛn pii, nanso asɛm a Yesu bisae no ma ɛdaa adi sɛ na wɔabu wɔn ani agu asɛnhia bi a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu so. Ɛno ne owusɔre nkyerɛkyerɛ no. (Luka 20:38) Dɛn na yebetumi asua afi mu? Sɛ yɛrekan Bible a, biribiara a yebetumi asua afi nkyekyɛm bi anaa Bible mu asɛm bi mu no, yɛpɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so. Ɛnyɛ mfitiase nkyerɛkyerɛ no nko ara na yɛpɛ sɛ yehu, na mmom nokwasɛm ne nnyinasosɛm a emu dɔ a ɛnhyɛ da nyi ne ho no nso, yɛpɛ sɛ yehu. w23.02 11 ¶9-10

Wukuda, November 27

Yɛwɔ adansefo mununkum kɛse a atwa yɛn ho ahyia.—Heb. 12:1.

Adansefo a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ ɛnnɛ daa asɛm yi mu no, wɔn nyinaa hyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den paa, nanso wɔkɔɔ so dii Yehowa nokware kosii awiei. (Heb. 11:​36-40) Animia a wɔde gyinaa sɔhwɛ mu ne adwumaden a wɔyɛe no yɛɛ kwa anaa? Daabida! Ɛwom sɛ bere a wɔte ase no, wɔanhu sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa baa mu, nanso wɔkɔɔ so de wɔn ani too Yehowa so. Esiane sɛ na wogye di paa sɛ Yehowa gye wɔn tom nti, na wɔwɔ awerɛhyem sɛ ɔkwan biara so ne bɔhyɛ nyinaa bɛba mu ama wɔahu. (Heb. 11:​4, 5) Wɔn nhwɛso no betumi ahyɛ yɛn den ma yɛakɔ so de yɛn ani ato Yehowa so. Ɛnnɛ, wiase a yɛte mu no, nneɛma gye ara na ɛregye nsam. (2 Tim. 3:13) Satan nnyaee sɔhwɛ a ɔde ba Onyankopɔn nkurɔfo so no. Ɛmfa ho sɔhwɛ biara a yebehyia daakye no, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛyere yɛn ho asom Yehowa, na yennya awerɛhyem ‘mfa yɛn ani nto Onyankopɔn teasefo no so.’— 1 Tim. 4:10. w22.06 25 ¶17-18

Yawda, November 28

Mfaso bɛn na ɛwɔ me wu so? Dɔte betumi ayi wo ayɛ?—Dw. 30:9.

Ade baako nti a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hwɛ yɛn apɔwmuden so yiye ne sɛ, ɛbɛma yɛayɛ nea yebetumi biara asom Yehowa. (Mar. 12:30) Enti nneɛma a yenim sɛ ebetumi apira yɛn no, yɛkwati. (Rom. 12:1) Ɛwom, ɛmfa ho nea yɛbɛyɛ biara no, yebetumi ayare. Nanso yɛyɛ nea yebetumi biara hwɛ yɛn apɔwmuden so yiye, efisɛ yɛpɛ sɛ yɛn soro Agya no hu sɛ nkwa a ɔde ama yɛn no, yɛn ani sɔ. Nneɛma a kan no na yetumi yɛ no, sɛ onyin anaa yare reteetee yɛn a, emu pii wɔ hɔ a, ebia yɛrentumi nyɛ. Ɛba saa a, ebia yɛbɛyɛ basaa anaa yɛn werɛ bɛhow. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw da sɛ yɛbɛhwɛ yɛn apɔwmuden so yiye. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ yɛanyin anaa yɛyare sɛ dɛn mpo a, yebetumi akɔ so ayi Yehowa ayɛ sɛnea Ɔhene Dawid yɛe no. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛn sintɔ nyinaa akyi no, yɛsom bo ma Onyankopɔn! (Mat. 10:​29-31) Sɛ yewu mpo a, Yehowa ani begye ho sɛ obenyan yɛn. (Hiob 14:​14, 15) Enti bere a yɛda so te ase yi, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de hwɛ yɛn apɔwmuden ne yɛn nkwa so yiye. w23.02 20-21 ¶3-5

Fida, November 29

Obiara a ɔbɛka abususɛm atia honhom kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da.—Mar. 3:29.

Nnipakuw kɛse a wɔka nguan foforo no ho no, sɛ wɔtwa Armagedon a, wɔn din bɛkɔ so awɔ nkwa nhoma no mu anaa? Yiw. (Adi. 7:14) Yesu kaa sɛ wɔn a wɔte sɛ nguan yi bɛkɔ “daa nkwa mu.” (Mat. 25:46) Nanso ɛnyɛ sɛ wonyaa wɔn ti didii mu wɔ Armagedon ara, na wɔama wɔn daa nkwa. Mfirihyia Apem Nniso no mu no, Yesu “bɛhwɛ wɔn, na ɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ nkwa nsuti ho.” Wɔn a wɔde Kristo akwankyerɛ bɛyɛ adwuma no, awiei koraa no Yehowa bebu wɔn anokwafo na wakyerɛw wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu afebɔɔ. (Adi. 7:​16, 17) Nanso mpɔnkye no deɛ, wɔbɛsɛe wɔn wɔ Armagedon. Yesu kaa sɛ ‘wɔbɛkɔ daa ɔsɛe mu.’ (Mat. 25:46) Onyankopɔn honhom maa ɔsomafo Paul kaa sɛ “wɔn a wɔte saa no, wɔbɛsɛe wɔn afebɔɔ de atwe wɔn aso.”—2 Tes. 1:9; 2 Pet. 2:9. w22.09 16 ¶7-8

Memeneda, November 30

Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ.—Ɔsɛnk. 3:1.

Sɛ mmusua bi pɛ sɛ wɔdwudwo wɔn ho anaa wɔgye wɔn ani a, wɔbetumi ahwɛ nneɛma a Yehowa abɔ. Wei bɛma ɔdɔ a ɛwɔ wɔn ntam no mu ayɛ den. Yehowa abɔ mmeae pii a ɛhɔ yɛ fɛ a yebetumi akogye yɛn ani, na yɛayɛ nneɛma a yɛn ani gye ho nso. Mmusua pii ani gye ho sɛ wɔbɛbom akɔ kwae mu nsrahwɛ. Afei nso, wɔn mu bebree ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ nkuraase, baabi a mmepɔw wɔ anaa wɔbɛkɔ mpoano akɔhwɛ hɔ. Onyankopɔn wiase foforo no mu no, sɛnea mmofra ne awofo ani begye nneɛma a Yehowa abɔ ho de, ɛbɛyɛ krabɛhwɛ. Saa bere no, ɛrenyɛ te sɛ ɛnnɛ a yesuro mmoa na wɔn nso suro yɛn no. (Yes. 11:​6-9) Nneɛma a Yehowa abɔ no, yebenya bere pii de ahwɛ ama yɛn ani agye afebɔɔ. (Dw. 22:26) Nanso awofo, monntwɛn nnkosi saa bere no ansa na moaboa mo mma ama wɔn ani agye Yehowa abɔde ho. Sɛ wode nneɛma a Yehowa abɔ kyerɛkyerɛ wo mma Yehowa ho ade a, ɛda adi sɛ wɔne Ɔhene Dawid bɛyɛ adwene. Ɔkaa sɛ: “O Yehowa, . . . obiara nnwuma ne wo de nsɛ.”—Dw. 86:8. w23.03 25 ¶16-17

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena