December
Kwasida, December 1
Dɛn na esiw me kwan sɛ mɛbɔ asu?—Aso. 8:36.
Etiopiani a na ɔyɛ ahemfie panyin no, wohwɛ a, na wayɛ krado paa sɛ ɔbɛbɔ asu? Susuw ho hwɛ: Ná Etiopiani no ‘akɔ Yerusalem akɔsom.’ (Aso. 8:27) Enti ɛbɛyɛ sɛ na wasesa ne som abegye Yudasom atom. Ɛda adi sɛ na wasua Yehowa ho ade afi Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Nanso, na ɔpɛ sɛ osua pii ka ho. Bere a Filipo hyiaa ahemfie panyin no wɔ ɔkwan so no, na n’ani abere rekenkan Odiyifo Yesaia nhoma mmobɔwee no. (Aso. 8:28) Ná ɔpɛ sɛ ɔkɔ so sua pii ka ho. Ná watwa kwantenten fi Etiopia kɔ Yerusalem asɔrefie hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔsom Yehowa. Etiopiani no suaa nokwasɛm afoforo a ɛho hia fii Filipo hɔ. Baako ne sɛ na Yesu ne Mesia no. (Aso. 8:34, 35) Ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa ne ne Ba no yɛɛ kɛse. Ɛkaa no ma osii gyinae sɛ ɔbɛbɔ asu abedi Yesu Kristo akyi. Filipo hui sɛ ɔbarima no ayɛ krado, enti ɔbɔɔ no asu. w23.03 8-9 ¶3-6
Dwoda, December 2
Momma mo anom kasa nyɛ dɛ bere nyinaa.—Kol. 4:6.
Sɛ yɛyɛ nnipa a yɛnka nokware a, yɛrentumi nsɔ Yehowa ani. (Mmeb. 6:16, 17) Ɛnnɛ, nnipa bebree bu atorodi sɛ mfomso biara nni ho, nanso yɛn de, yekyi, efisɛ Yehowa kyi. (Dw. 15:1, 2) Ɛwom, atoro fitaa de yɛrenni, nanso ɛnsɛ sɛ yɛboapa katakata nokwasɛm bi a ehia sɛ afoforo hu so. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yedi nseku. (Mmeb. 25:23; 2 Tes. 3:11) Sɛ wuhu sɛ nkɔmmɔ bi reyɛ adan nseku a, bɔ mmɔden kɔfa nkɔmmɔ bi a ɛhyɛ nkuran bɛbom. Wiase a yɛte mu yi, nnipa bebree anom kasa nyɛ dɛ. Enti ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa ma yɛn anom kasa sɔ Yehowa ani. Sɛ yɛyere yɛn ho ka kasadɛ wɔ asɛnka mu, adesua ase, ne yɛne afoforo nkɔmmɔbɔ mu a, Yehowa behyira yɛn. Sɛ Yehowa sɛe wiase a bɔne adonnɔn no yi a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yɛde yɛn anom kasa beyi no ayɛ.—Yuda 15. w22.04 9 ¶18-20
Benada, December 3
Yɛda ɔdɔ adi, efisɛ ɔno na odii kan dɔɔ yɛn.—1 Yoh. 4:19.
Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne Yesu dɔ yɛn no a, ɛkanyan yɛn ma yɛn nso yɛdɔ wɔn bi. (1 Yoh. 4:10) Sɛ yehu sɛ Yesu wu maa yɛn mu biara a, ɛno mpo ma yɛdɔ wɔn kɛse. Ɔsomafo Paul huu no saa, na bere a ɔrekyerɛw Galatifo no, ɔma wɔhui sɛ n’ani sɔ agyede no. Ɔkaa sɛ: ‘Onyankopɔn Ba no dɔɔ me na ɔde ne ho too hɔ maa me.’ (Gal. 2:20) Yehowa nam agyede no so atwe wo abɛn no, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi abɛyɛ n’adamfo. (Yoh. 6:44) Ɛnyɛ wo dɛ sɛ Yehowa ahu biribi pa bi wɔ wo mu, na watɔ wo aboɔden sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi abɛyɛ n’adamfo anaa? Wei mma ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa ne Yesu no mu nyɛ den anaa? Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Dɛn na saa ɔdɔ no hyɛ me sɛ menyɛ?’ Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne Yesu ka yɛn ma yɛdɔ afoforo.—2 Kor. 5:14, 15; 6:1, 2. w23.01 28 ¶6-7
Wukuda, December 4
Mɛsesa aman no kasa ama wɔaka kasa kronkron bi.—Sef. 3:9.
Yehowa atirimpɔw a ɛne sɛ ɔpɛ sɛ n’asomfo ‘de baakoyɛ som no’ no, Bible no titiriw na ɔfa so yɛ saa. Yehowa ma wɔkyerɛw Bible no afã pii wɔ ɔkwan bi so a, wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase nko ara na ebetumi ate ase. (Luka 10:21) Nnipa a ɛwɔ baabiara kenkan Bible no. Nanso wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase no nko ara na ɛte ase yiye, na wɔde emu afotu bɔ wɔn bra. (2 Kor. 3:15, 16) Bible no ma yehu Yehowa nyansa. Yehowa nam Bible no so kyerɛkyerɛ ne nkurɔfo, nanso ɛnyɛ ɛno nko; yɛn mu biara nso, ɔfa Bible no so kyerɛkyerɛ yɛn na ɔkyekye yɛn werɛ. Sɛ yɛkenkan Bible a, yehu sɛ Yehowa dwen yɛn mu biara ho. (Yes. 30:21) Mpɛn pii no, yetumi kan kyerɛwsɛm bi ma yɛka sɛ, wei de, asɛ wɔhyɛɛ da kyerɛw maa me. Nanso wei nyɛ nwanwa, efisɛ wɔkyerɛw Bible no sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa ɔpepem pii betumi akenkan ate ase. Adɛn nti na wokan Bible a nea wuhia pɛpɛɛpɛ no, etumi di ho dwuma saa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, nea Bible no fi ne hɔ no, ɔno na onim nyansa paa.—2 Tim. 3:16, 17. w23.02 4-5 ¶8-10
Yawda, December 5
Dwinnwen eyinom ho; fa w’adwene nyinaa si so, na ama nnipa nyinaa ahu wo nkɔso.—1 Tim. 4:15.
Nokware Kristofo de, yɛdɔ Yehowa paa. Ɔsom a edi mu paa na yɛpɛ sɛ yɛde ma no. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ehia sɛ yɛde botae sisi yɛn ani so. Ebi ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho anya suban pa, yebesua adwuma a mfaso wɔ so, na yɛahwehwɛ akwan a yɛbɛfa so aboa afoforo. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye ho sɛ yebenya nkɔso wɔ Yehowa som mu? Ade titiriw nti a yɛyɛ saa ne sɛ, yɛpɛ sɛ yɛsɔ yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no ani. Sɛ Yehowa hu sɛ yɛde yɛn dom akyɛde ne yɛn nimdeɛ nyinaa resom no a, ɛma n’ani gye. Nea ɛka ho bio ne sɛ, yɛpɛ sɛ yenya nkɔso sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aboa yɛn nuanom Kristofo yiye. (1 Tes. 4:9, 10) Sɛ yɛbaa nokware no mu akyɛ oo, sɛ ɛnkyɛe oo, yɛn nyinaa betumi apere akɔ yɛn anim. w22.04 22 ¶1-2
Fida, December 6
Wobedi ne nam na wɔde ogya ahyew no dwerɛbee.—Adi. 17:16.
Ɛrenkyɛ koraa, Babilon Kɛse a egyina hɔ ma wiase nyinaa atorosom ahemman no, wiase atumfo bɛtow ahyɛ no so. Wei na ɛbɛkyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no afi ase. Wohwɛ a, wei bɛma nnipa pii asen yuu abɛsom Yehowa anaa? Daabi. Mmom Adiyisɛm ti 6 ma yehu sɛ, saa bere no, wɔn a wɔnsom Yehowa no bɛkɔ akɔhwehwɛ ahobammɔ afi aban ahorow ne nnwumakuw a wodi gua hɔ. Wɔn na Adiyisɛm nhoma no ka wɔn ho asɛm sɛ mmepɔw no. Esiane sɛ wɔn a wɔnsom Yehowa no rentaa Onyankopɔn Ahenni no akyi nti, Yehowa bebu wɔn sɛ asɔretiafo. (Luka 11:23; Adi. 6:15-17) Nokwasɛm ne sɛ, ahohiahia kɛse no mu a ato nea ɛyɛ den no, Yehowa asomfo anokwafo bɛda nsow. Wɔn nko ara na ɛbɛyɛ nkurɔfo a wɔresom Yehowa Nyankopɔn wɔ asaase so saa bere no. Afei nso, wɔn nko ara na ebesi no pi sɛ wɔntaa “akekaboa” no akyi.—Adi. 13:14-17. w22.05 16-17 ¶8-9
Memeneda, December 7
Okura daa asɛmpa a ɔrekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asaase so, aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.—Adi. 14:6.
Ɛnyɛ “Ahenni no ho asɛmpa” nko ara ne asɛm a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo ka. (Mat. 24:14) Adwuma a abɔfo no reyɛ, a ɛho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 8 kosi 10 no nso, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo taa wɔn akyi. Ɔhaw ahorow a emu yɛ den a ɛbɛba wɔn a wɔpo Onyankopɔn Ahenni no so no, ɛno ho asɛm na saa abɔfo yi ka. Enti, Yehowa Adansefo ka atemmusɛm a ɛte sɛ “asukɔtweaa ne ogya.” Wɔnam wei so kyerɛ atemmu a Onyankopɔn de bɛba Satan wiase bɔne yi afã nyinaa so. (Adi. 8:7, 13) Ɛho hia sɛ nkurɔfo hu sɛ wiase yi awiei adu apon ano, na sɛ wobenya wɔn ti adidi mu wɔ Yehowa abufuw da no a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae akɛseakɛse wɔ wɔn abrabɔ mu. (Sef. 2:2, 3) Nanso, ɛnyɛ saa asɛm yi na nkurɔfo repɛ atie. Enti, sɛ yebetumi ayɛ saa adwuma yi a, etwa sɛ yenya akokoduru. Ahohiahia kɛse no mu no, atemmusɛm a etwa to a yɛbɛka no ano bɛyɛ den paa.—Adi. 16:21. w22.05 6-7 ¶18-19
Kwasida, December 8
Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.—Mat. 22:37.
Ma yɛnhwɛ awarefo bi a ɛrenkyɛ wɔbɛwo. Ebia wɔde mfe bebree atie kasa ahorow a ɛfa abatete ho. Nanso afei a wɔawo no na wɔbɛte saa afotusɛm no ase yiye. Seesei wɔn ankasa rebɛtete ba. Wei nyɛ adwuma ketewa! Nea ɛwom ne sɛ, sɛ yɛn tebea sesa a, Bible nnyinasosɛm a yenim no yiye no, yetumi nya mu ntease a ɛkɔ akyiri. Wei yɛ ade baako nti a Yehowa asomfo kenkan Kyerɛwnsɛm no wɔn “nkwa nna nyinaa,” sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Israel ahemfo sɛ wɔnyɛ no, na wɔsan dwinnwen ho. (Deut. 17:19) Awofo, moanya hokwan kɛse bi a Kristoni betumi anya. Ɛne sɛ mobɛtete mo mma ama wɔabehu Yehowa. Nanso ɛnyɛ Onyankopɔn ho nsɛm kɛkɛ na ɛsɛ sɛ moka kyerɛ mo mma. Mmom ɛsɛ sɛ moboa wɔn ma wɔbɛdɔ Yehowa paa. w22.05 26 ¶2-3
Dwoda, December 9
Monhyɛ suban foforo . . . no.—Kol. 3:10.
Sɛ yɛyɛ bɔne na yedi ho yaw a na yenwiei. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma pɔtee bi ka ho. Sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔde bɔne kyɛ a, ade a ɛho hia a ɔhwɛ ne sɛ yɛadane yɛn ho anaa. Dɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ wadane ne ho? Ɛne sɛ ɔbɛsesa n’akwan na wagyae nneɛma bɔne a ɔyɛ no, na wabɛyɛ nea Yehowa pɛ. (Yes. 55:7) Ɛsɛ sɛ ɔsesa n’adwene koraa na ɔma Yehowa adwene kyerɛ no kwan. (Rom. 12:2; Efe. 4:23) Ɛsɛ sɛ osi ne bo sɛ nneɛma bɔne a na agye n’adwene abɔ so ne ɔbrafĩ a ɔwom no, obeyi no akwa. (Kol. 3:7-9) Ɛwom, gyidi a yɛwɔ wɔ Kristo afɔrebɔ no mu no, ɛno paa na Yehowa gyina so de yɛn bɔne kyɛ yɛn, na ɔhohoro yɛn ho fi yɛn bɔne ho. Nanso sɛ Yehowa begyina Yesu afɔrebɔ no so de yɛn bɔne akyɛ yɛn a, gye sɛ ohu sɛ yɛayere yɛn ho paa sɛ yɛbɛsesa yɛn abrabɔ.—1 Yoh. 1:7. w22.06 6 ¶16-17
Benada, December 10
Nsuro amanehunu a ɛrebɛto wo no.—Adi. 2:10.
Efi tete nyinaa, nipa ayɛ nneɛma bɔne de apira ne yɔnko nipa. (Ɔsɛnk. 8:9) Ebinom de tumi a wɔwɔ no hyɛ afoforo so, nsɛmmɔnedifo di awurukasɛm, sukuufo binom didi wɔn mfɛfo sukuufo atɛm na wohunahuna wɔn, na ebinom mpo yɛ wɔn abusuafo ayayade. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nipa suro ne yɔnko nipa! Ɛnam sɛ Satan nim sɛ yesuro nnipa nti, ɛdɛn na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛayɛ? Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma nnipa ho suro atɔ yɛn so ama yɛayɛ nneɛma a ɛne Yehowa apɛde nhyia na yɛagyae asɛnka adwuma no. Satan ma aban ahorow bara yɛn som adwuma no, na wɔtan yɛn ani. (Luka 21:12) Satan wiase no nam akwan horow so keka atosɛm fa Yehowa Adansefo ho, na wotwa nkontompo to yɛn so. Wɔn a wogye saa atosɛm no di no tumi di yɛn ho fɛw, wotumi tow hyɛ yɛn so mpo. (Mat. 10:36) Ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Satan de yɛn fa akwan a ɛtete saa so anaa? Daabi. Asomafo no bere so mpo, saa ara na ɔyɛe.—Aso. 5:27, 28, 40. w22.06 16 ¶10-11
Wukuda, December 11
Wɔn a wɔboa nnipa bebree ma wɔbɛyɛ atreneefo no bɛhyerɛn sɛ nsoromma daa daa.—Dan. 12:3.
“Nnipa bebree” a wɔbɛboa wɔn ma wɔabɛyɛ atreneefo no, henanom na ɛka ho? Wɔn a ɛka ho ne wɔn a wobenyan wɔn, ne wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ Armagedon, ne mma biara a ebia wɔbɛwo wɔn wɔ wiase foforo no mu no. Mfirihyia 1,000 no bɛba awiei no, na obiara a ɔte asaase so no akɔ pɛyɛ mu. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ obi kɔ pɛyɛ mu a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ ɔkwan biara so obenya daa nkwa. Yɛnhwɛ Adam ne Hawa. Ná bɔne biara nni wɔn ho, nanso na ɛsɛ sɛ wɔyɛ osetie ma Yehowa Nyankopɔn ansa na wɔanya daa nkwa. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, wɔantie Yehowa. (Rom. 5:12) Ebedu mfirihyia 1,000 no awiei no, na wɔn a ɛte asaase so no akɔ tebea bɛn mu? Ná wɔn nyinaa akɔ pɛyɛ mu. Sɛ saa a, ɛnde wɔn nyinaa bɛtaa Yehowa tumidi akyi afebɔɔ anaa? Anaa wɔn mu binom bɛyɛ wɔn ade te sɛ Adam ne Hawa a ɛmfa ho sɛ na bɔne biara nni wɔn ho no, wɔyɛɛ Yehowa so asoɔden no? Ɛsɛ sɛ yɛnya saa nsɛmmisa yi ho mmuae. w22.09 22-23 ¶12-14
Yawda, December 12
Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no Ahenni.—Adi. 11:15.
Sɛ wohwɛ ɔhaw a ɛrekɔ so wɔ wiase a, ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye adi sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye anaa? Ɔdɔ a ɛwɔ abusuafo ntam ano redwo. Ɛnnɛ nnipa bebree ani so ayɛ krakra, wɔyɛ pɛsɛmenkominya, na aturutrasɛm yɛ wɔn dɛ. Ɛyɛ den ma nkurɔfo pii sɛ wobegye wɔn a wɔwɔ tumi no adi. Nanso nea ɛrekɔ so no betumi ama woanya ahotoso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye. Adɛn ntia? Efisɛ sɛnea Bible ka too hɔ sɛ nnipa bɛyɛ wɔn ade wɔ “awiei mmere” yi mu no, saa pɛpɛɛpɛ na ɛrekɔ so nnɛ. (2 Tim. 3:1-5) Obiara a n’ani da fam no begye atom sɛ nkɔmhyɛ yi abam. Wei yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Kristo Yesu afi ase redi Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Nanso nkɔmhyɛ pii a ɛfa Ahenni no ho no, wei yɛ emu baako pɛ. Saa nkɔmhyɛ yi nyinaa keka si anim pɛpɛɛpɛ te sɛ mfoni bi a wɔatwitwa agu hɔ ahyehyɛ. Wei ma yehu sɛ ɛrenkyɛ koraa wiase yi bɛba n’awiei sɛnea Yehowa aka no. w22.07 2 ¶1-2
Fida, December 13
Nyansa nam ne nnwuma so di bem.—Mat. 11:19.
COVID-19 nsanyare kodiawu no bae no, sɛnea yɛbɛyɛ adesua ne asɛnka adwuma no, wɔmaa yɛn ɛho akwankyerɛ a emu da hɔ. Amonom hɔ ara, yɛfaa Intanɛt so fii ase yɛɛ Kristofo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam. Afei nso, ɛkame ayɛ sɛ asɛnka adwuma no nyinaa begyinaa nkrataakyerɛw ne tɛlefon so. Yɛde akwankyerɛ no yɛɛ adwuma no, Yehowa nso hyiraa yɛn. Betel ahorow pii bɔɔ amanneɛ sɛ adawurubɔfo a wɔwɔ no dodow akɔ anim. Nokwasɛm ne sɛ, COVID-19 bere no mu no, anuanom pii nyaa osuahu a ɛhyɛ nkuran. Ebia ebinom tee nka sɛ, nsanyare kodiawu no bae no, ahwɛyiye a ahyehyɛde no yɛe no boro so. Nanso mpɛn pii no, ɛbɛdaa adi sɛ akwankyerɛ a wɔde maa yɛn no, na ɛyɛ akwankyerɛ papa paa. Sɛ yedwinnwen sɛnea Yesu ayi ne yam redi ne nkurɔfo anim no ho a, ɛma yenya awerɛhyem sɛ ɛmfa ho nea ɔkyena de bɛba biara no, Yehowa ne ne Dɔba no rennyaw yɛn da.—Heb. 13:5, 6. w22.07 13 ¶15-16
Memeneda, December 14
Munnnyae mpaebɔ da. Monna ase wɔ biribiara ho. Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ wɔ Kristo Yesu mu.—1 Tes. 5:17, 18.
Yi a yebeyi Yehowa ayɛ wɔ yɛn mpaebɔ mu akyi no, nneɛma a ɛyɛ nwanwa a wayɛ no nso, ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛda no ase. Wo de, yɛnhwɛ nhwiren ahorow-ahorow a ɛyɛ fɛ, nnuan ahorow-ahorow a ɛyɛ dɛ bebree, ne nnamfo pa a yɛne wɔn bɔ ma yɛn ani gye no. So wei nka yɛn sɛ yɛnna no ase anaa? Yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no ma yɛn saa nneɛma yi ne pii a ɛkeka ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ani begye. (Dw. 104:12-15, 24) Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛho hia paa sɛ yɛda Yehowa ase wɔ ho. Ɛno ne honhom fam aduan pii a yɛn nsa ka, ne daakye papa bi ho anidaso a wama yɛanya no. Nea Yehowa ayɛ ama yɛn nyinaa, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛn werɛ befi sɛ yɛbɛda no ase. Ɛnde, dɛn na ɛbɛboa wo na woakae ada no ase? W’abisade ahorow pɔtee bi a wode ato Yehowa anim no, wubetumi akyerɛw ato hɔ. Ɛwom ara a, wubetumi afa ahwɛ na ama woahu sɛnea Yehowa ayɛ w’abisade no ama wo. Wuhu no saa a, na woabɔ mpae ada no ase sɛ waboa wo.—Kol. 3:15. w22.07 22 ¶8-9
Kwasida, December 15
N’ani gye Yehowa mmara ho, na ɔkenkan Ne mmara no dwinnwen ho awia ne anadwo.—Dw. 1:2.
Yenim sɛ yesua nokware no a, na yenwiei. Sɛ nokware no betumi aboa yɛn paa a, ɛsɛ sɛ yɛde bɔ yɛn bra. Yɛyɛ saa a, ɛnna nokware no de anigye ankasa bɛbrɛ yɛn. (Yak. 1:25) Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛde nokware no rebɔ yɛn bra? Onua bi ka sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu hwɛ nea yɛbɔ mu mmɔden ne nea ɛnkɔ yiye a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho biribi. Ɔsomafo Paul kaa no saa kwan yi so sɛ: “Asɛm no ara ne sɛ, baabi a yɛanya nkɔso akodu no, momma yɛnkɔ so nnantew saa kwan yi so pɛpɛɛpɛ.” (Filip. 3:16) Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara ‘kɔ so nantew nokware no mu’ a, wo de, hwɛ mfaso a yenya! Ɛnyɛ yɛn asetena na etu mpɔn kɛkɛ, mmom yɛma Yehowa ne yɛn nuanom Kristofo nso ani gye. (Mmeb. 27:11; 3 Yoh 4) Sɛ ɛnyɛ weinom nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye nokware no ho na yɛde bɔ yɛn bra a, ɛnde dɛn bio? w22.08 18-19 ¶16-18
Dwoda, December 16
Monyɛn Onyankopɔn nguankuw . . . no.—1 Pet. 5:2.
Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔdɔ Yehowa ne Yesu? Ade baako a ehia sɛ wɔyɛ ne sɛ, wɔbɛhwɛ ama Yesu nguan nsa aka nea wɔhia. (1 Pet. 5:1, 2) Yesu maa ɔsomafo Petro hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔma n’ani ku saa asɛde no ho. Bere a Petro yii Yesu mae mprɛnsa no, ɛbɛyɛ sɛ na ne ho pere no sɛ ɔbɛma Yesu ahu sɛ ɔdɔ no. Bere a Yesu nyan fii awufo mu akyi no, obisaa Petro sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me?” Yebetumi anya awerɛhyem sɛ na Petro bɛyɛ nea ehia biara sɛ ɔyɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ ne Wura. Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Yɛn me nguan nkumaa.” (Yoh. 21:15-17) Enti, Petro nkwa nna a aka no, oyii ne yam hwɛɛ Awurade nguan de kyerɛe sɛ ɔdɔ Yesu. Mpanyimfo, dɛn na mubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Petro no da mo koma so? Sɛ motaa ne anuanom bɔ na mohyɛ wɔn nkuran, na moyɛ nea mubetumi biara boa wɔn a wɔagyae asɛnka ne adesua kɔ ma wɔsan ba Yehowa nkyɛn a, ɛkyerɛ sɛ modɔ Yehowa ne Yesu paa. —Hes. 34:11, 12. w23.01 29 ¶10-11
Benada, December 17
Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi.—1 Kor. 10:13.
Hwɛ na woannya adwene sɛ obiara ntumi nte ɔhaw a worefa mu no ase. Sɛ wunya saa adwene no a, ebetumi ama woate nka sɛ anidaso nyinaa asa, na worentumi nko ntia akɔnnɔ bɔne. Nanso ɛnyɛ saa na Bible ka. Ɛka sɛ: “Ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode befi mu, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi agyina ano.” Enti, sɛ akɔnnɔ bɔne no ano yɛ den sɛ dɛn mpo a, yebetumi adi so. Yehowa mmoa so nti, yebetumi atwe yɛn ho afi adebɔne ho. Da biara kae saa asɛm yi: Yɛtɔ sin no nko ara de, akɔnnɔ bɔne betumi aba yɛn mu. Nanso sɛ ɛba wo mu a, wubetumi ayɛ ho biribi ntɛm ara sɛnea Yosef yɛe no. Oguan fii Potifar yere anim. (Gen. 39:12) Ɛnsɛ sɛ wudi akɔnnɔ bɔne akyi kɔyɛ bɔne! w23.01 12-13 ¶16-17
Wukuda, December 18
Onyankopɔn nyiyi nnipa mu.—Rom. 2:11.
Atɛntrenee yɛ Yehowa su. (Deut. 32:4) Obi a obu atɛntrenee no, onyiyi nnipa mu, na saa ara na Yehowa te. (Aso. 10:34, 35) Yɛhwɛ kasa ahorow a wɔde kyerɛw Bible no a, ɛma yehu sɛ Yehowa nyiyi nnipa mu ampa. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ awiei bere no mu no, “nimdeɛ a edi mu” a ɛwɔ Bible mu no “bɛdɔɔso.” Nnipa bebree bɛte ase. (Dan. 12:4) Ɔkwan baako a saa nimdeɛ no afa so adɔɔso ne sɛ, yɛakyerɛ Bible ne asafo nhoma ase kɔ kasa bebree mu, yɛatintim bi, na yɛde bi nso agu Intanɛt so ama nkurɔfo pii nsa aka bi. Yɛrekasa yi, Yehowa nkurɔfo akyerɛ Onyankopɔn Asɛm no nyinaa anaa ne fa bi ase kɔ kasa bɛboro 240 mu, na obiara nsa betumi aka bi a ɔrentua hwee. Wei nti, “Ahenni no ho asɛmpa” a yɛreka akyerɛ nnipa a ɛwɔ aman nyinaa mu ansa na awiei no aba no, nkurɔfo retie. (Mat. 24:14) Yɛn Nyankopɔn a obu atɛntrenee no pɛ sɛ ɔma nnipa bebree nya hokwan kenkan n’Asɛm no, na wɔhu no. Nea enti a ɔyɛ saa ne sɛ ɔdɔ yɛn nyinaa papaapa. w23.02 5 ¶11-12
Yawda, December 19
Munnyae sɛ moma wiase yi kyerɛ mo kwan; mmom monsesa mo adwene mfa nyɛ mo ho foforo.—Rom. 12:2.
W’ani gye ho paa sɛ wobɛyɛ adetrenee? Yegye di sɛ w’ani gye ho. Nanso, yɛn nyinaa tɔ sin, na sɛ yɛanhwɛ yiye a, adwene a ɛnteɛ a wiase no wɔ wɔ adetrenee ho no, yɛn nso yebenya bi. (Yes. 5:20) Yɛka sɛ obi bu ne ho ɔtreneeni a, ebia nea ɛba nnipa pii adwenem ne obi a ɔyɛ ahomaso, ɔkasa tia afoforo, anaa obu ne ho sɛ ɔkyɛn afoforo. Nanso Onyankopɔn ani nnye suban a ɛte saa ho koraa. Bere a Yesu wɔ asaase so no, nyamesom akannifo a na wobu wɔn ho sɛ atreneefo no, ɔkasa tiaa wɔn denneennen. (Ɔsɛnk. 7:16; Luka 16:15) Obi a ɔyɛ ɔtreneeni wɔ Yehowa ani so no, ommu ne ho sɛ ɔkyɛn afoforo. Obi yɛ adetrenee a, ɛyɛ fɛ sɛ. Nea trenee kyerɛ ara ne sɛ, yɛbɛyɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa Nyankopɔn ani so. Bible mu no, nsɛmfua a wɔakyerɛ ase “trenee” no, nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛde Yehowa mmara a ɛkorɔn no bɛbɔ yɛn bra. w22.08 27 ¶3-5
Fida, December 20
Mefrɛ mo nnamfo.—Yoh. 15:15.
Ɛmfa ho sɛ na Yesu asuafo no di mfomso no, na ogye wɔn di. (Yoh. 15:16) Bere a Yakobo ne Yohane kɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn dibea soronko wɔ Ahenni no mu no, Yesu anka sɛ ɛnyɛ adwempa na wɔde resom Yehowa, na saa ara nso na wanka sɛ ɔremma wɔnyɛ asomafo bio. (Mar. 10:35-40) Akyiri yi, anadwo a wɔkyeree Yesu no, n’asuafo no nyinaa guan gyaw no. (Mat. 26:56) Ne nyinaa mu no, Yesu kɔɔ so gyee wɔn dii. Wɔn sintɔ nyinaa, na n’ani tua, nanso “ɔdɔɔ wɔn kosii awiei.” (Yoh. 13:1) Wonyan Yesu no, ɔde adwuma kɛse bi hyɛɛ n’asomafo anokwafo 11 no nsa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wonni anim ma wɔnyɛ asuafoyɛ adwuma no, na wɔnhwɛ ne nguan a wɔsom bo no. (Mat. 28:19, 20; Yoh. 21:15-17) Gyidi a onyae wɔ mmarima a wɔtɔ sin yi mu no anyɛ kwa. Wɔn nyinaa de nokwaredi somee, kosii sɛ wowiee wɔn som adwuma wɔ asaase so. Yesu tumi gyee nnipa a ɛtɔ sin dii, enti ɛsɛ sɛ yesuasua no. w22.09 6 ¶12
Memeneda, December 21
Yehowa wɔ m’afã; merensuro.—Dw. 118:6.
Sɛ yegye di paa sɛ Yehowa dɔ yɛn, na ɔwɔ yɛn afã a, Satan rentumi nhunahuna yɛn. Nea ɔkyerɛw Dwom 118 no sei, ohyiaa ɔhaw akɛseakɛse paa. Ná n’atamfo dɔɔso, na na ebinom mpo wɔ dibea akɛse (nkyekyɛm 9, 10). Ɛtɔ da a, na ɔfa ateetee mu paa (nkyekyɛm 13). Yehowa nso teɛɛ ne so denneennen (nkyekyɛm 18). Ne nyinaa mu no, odwontofo no kaa sɛ: “Merensuro.” Ná odwontofo no nim sɛ ne soro Agya Yehowa dɔ no ɛmfa ho sɛ na wateɛ ne so no. Ná ogye di paa sɛ nea ɛbɛto no biara, ne Nyankopɔn a ɔdɔ no no ayɛ krado sɛ ɔbɛboa no. (Dw. 118:29) Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara gye di sɛ Yehowa dɔ no paa. Sɛ yenya saa awerɛhyem no a, ɛbɛboa yɛn ama yɛadi nneɛma mmiɛnsa a ɛma ehu taa ka yɛn yi so, (1) suro a yesuro sɛ anhwɛ a na yɛantumi anhwɛ yɛn abusua, (2) nnipa ho suro, ne (3) owu ho suro. w22.06 15 ¶3-4
Kwasida, December 22
Anigye ne nea omia n’ani gyina sɔhwɛ mu, efisɛ sɛ wogye no tom a, ne nsa bɛka nkwa abotiri . . . no.—Yak. 1:12.
Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛde Yehowa som bedi kan wɔ yɛn asetena mu. Esiane sɛ Yehowa na ɔbɔɔ yɛn nti, ɛfata paa sɛ yɛsom no. (Adi. 4:11; 14:6, 7) Enti, ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so som no no, ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn paa. Ɛne sɛ yɛbɛsom no “honhom ne nokware mu.” (Yoh. 4:23, 24) Yɛpɛ sɛ Onyankopɔn honhom kronkron kyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so asom no, na yɛanyɛ biribiara a ɛne nokware a ɛwɔ n’Asɛm no mu no nhyia. Ɔman a yɛte mu no, sɛ wɔmma yentumi nsom Yehowa sɛnea yɛpɛ anaa wɔabara yɛn adwuma no mpo a, ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn som di kan. Yɛrekasa yi, yɛn nuanom bɛboro 100 na wɔde wɔn agu afiase; wɔn bɔne ara ne sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo. Ɛno mpo no, wɔde anigye yɛ nea wobetumi biara bɔ mpae, sua ade, na wɔka Onyankopɔn ne n’Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. Sɛ wogu yɛn anim ase anaa wɔtan yɛn ani mpo a, yɛn ani betumi agye, efisɛ yenim sɛ Yehowa ka yɛn ho, na obehyira yɛn.—1 Pet. 4:14. w22.10 9 ¶13
Dwoda, December 23
Nyansa bɔ onipa ho ban.—Ɔsɛnk. 7:12.
Baabiara a yɛbɛhwɛ wɔ Mmebusɛm nhoma no mu no, Yehowa ama yɛn afotu a entwam da a sɛ yɛde bɔ yɛn bra a ebesi yɛn yiye. Ma yɛnhwɛ saa afotu no mu mmienu pɛ. Nea edi kan, ma w’ani nsɔ nea wowɔ. Mmebusɛm 23:4, 5 tu yɛn fo sɛ: “Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyade. . . . Efisɛ sɛnea ɛte biara, ebefuw ntaban te sɛ ɔkɔre na atu akɔ wim.” Nanso ɛnnɛ, asikafo ne ahiafo nyinaa, sikapɛ adi wɔn ti. Wei taa ma wɔyɛ nneɛma bi a ɛma wogye dimmɔne, ɛsɛe wɔne afoforo ntam, na ɛsɛe wɔn apɔwmuden mpo. (Mmeb. 28:20; 1 Tim. 6:9, 10) Nea ɛtɔ so mmienu, dwen ansa na woakasa. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛn anom kasa betumi de ɔhaw kɛse aba. Mmebusɛm 12:18 ka sɛ: “Nsɛm a wotu no bumbum no, ɛte sɛ nea wɔde sekan rewowɔ obi, na anyansafo tɛkrɛma de, ɛsa yare.” Sɛ yɛammɔ nkurɔfo mmerɛwyɛ dawuru a, ɛbɛma asomdwoe atena yɛne wɔn ntam.—Mmeb. 20:19. w22.10 21 ¶14; 22 ¶16-17
Benada, December 24
We nhoma mmobɔwee yi na kɔkasa kyerɛ Israel fi.—Hes. 3:1.
Asɛm a na Hesekiel rekɔka akyerɛ ne manfo no, na ehia sɛ ɔte ase yiye. Ná ɛsɛ sɛ asɛm no wurawura no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkanyan no ama waka. Bere a ɔyɛɛ saa no, biribi a ɛyɛ nwanwa sii. Hesekiel hui sɛ na nhoma mmobɔwee no yɛ “dɛdɛɛdɛ te sɛ ɛwo.” (Hes. 3:3) Adɛn ntia? Hesekiel fam no, na ɛyɛ no dɛ sɛ wanya hokwan sɛ Yehowa nanmusini. (Dw. 19:8-11) Ná n’ani sɔ paa sɛ Yehowa agye no atom sɛ ne diyifo. Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Onipa ba, ma nsɛm a mereka akyerɛ wo no nyinaa nna wo koma so na tie.” (Hes. 3:10) Saa akwankyerɛ yi ma yehu sɛ, na Yehowa reka akyerɛ Hesekiel sɛ ɔnkyere nhoma mmobɔwee no mu nsɛm ngu ne tirim na onwinnwen ho. Hesekiel yɛɛ saa no, ɛhyɛɛ no den. Afei nso, ɛma onyaa nsɛm a tumi wom a ɔbɛka akyerɛ ne manfo no. (Hes. 3:11) Seesei a Onyankopɔn asɛm wɔ Hesekiel komam ne ne tɛkrɛma so yi, wutumi hu sɛ na wayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ adwuma a na Yehowa de ahyɛ ne nsa no. w22.11 6 ¶12-14
Wukuda, December 25
Osetie ye sen afɔre.—1 Sam. 15:22.
Sɛ nsakrae bi ba ahyehyɛde no mu na ɛsɔ wo nokwaredi hwɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Fi wo koma nyinaa mu gye tom. Bere a Israelfo no nam sare no so no, na Kohatfo no bi soa apam adaka no ma nnipa no nyinaa hu. (Num. 3:29, 31; 10:33; Yos. 3:2-4) Ná ɛyɛ hokwan kɛse paa! Nanso bere a Israelfo no koduu Bɔhyɛ Asaase no so no, nneɛma sesae. Ná ɛho nhia bio sɛ wɔsoa Adaka no. Enti wɔmaa Kohatfo no yɛɛ nnwuma afoforo. (1 Be. 6:31-33; 26:1, 24) Biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ Kohatfo no nnwiinwii anaa wɔkaa sɛ adwuma titiriw a na ɛhyɛ wɔn nsa nti, wɔmma wɔn adwuma a nidi wom. Dɛn na yebetumi asua afi mu? Ɛne sɛ, sɛ nsakrae bi ba Yehowa ahyehyɛde no mu, na sɛ ɛka dwumadi a ɛhyɛ yɛn nsa mpo a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu gye tom. Adwuma biara a wɔde bɛhyɛ wo nsa no, ma w’ani nnye ho. Kae sɛ, ɛnyɛ wo dwumadi na ɛma wosom bo wɔ Yehowa ani so. Osetie a wobɛyɛ ama Yehowa no, n’ani sɔ koraa sen dwumadi biara a wɔde bɛhyɛ wo nsa. w22.11 23 ¶10-11
Yawda, December 26
Nkɔnsɔnkɔnsɔn a wɔde agu me no amma wamfɛre.—2 Tim. 1:16.
Onesiforo de ne nkwa too asiane mu hwehwɛɛ ɔsomafo Paul, na ohuu no no, ɔyɛɛ nneɛma pɔtee bi de boaa no. Dɛn na yesua fi mu? Ɛnsɛ sɛ yɛma nnipa ho suro bɔ yɛn hu, anaa esiw yɛn kwan sɛ yɛbɛboa yɛn nuanom a wɔretan wɔn ani no. Mmom, momma yentwitwa nnye wɔn, na yɛmmoa wɔn. (Mmeb. 17:17) Ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ yɛdɔ wɔn, na yɛtaa wɔn akyi. Hwɛ sɛnea anuanom a ɛwɔ Russia no aboa wɔn nuanom Kristofo a wɔde wɔn agu afiase no. Sɛ wɔde ebinom kɔ asɛnnibea sɛ wɔrekodi wɔn asɛm a, anuanom pii kɔ hɔ kɔtaa wɔn akyi. Dɛn na yesua fi mu? Anuanom a edi nneɛma anim no, sɛ nkurɔfo keka wɔn ho atosɛm, wɔkyere wɔn, anaa wɔtan wɔn ani a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛbɔ yɛn hu. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma wɔn, yɛhwɛ wɔn abusuafo, na yɛhwehwɛ akwan pɔtee bi fa so boa wɔn.—Aso. 12:5; 2 Kor. 1:10, 11. w22.11 17 ¶11-12
Fida, December 27
Wɔakyekye me werɛ paa.—Kol. 4:11.
Ɛyɛ mpanyimfo asɛde sɛ wɔde Bible bɛhyɛ anuanom nkuran na wɔakyekye wɔn werɛ. (1 Pet. 5:2) Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, ɛsɛ sɛ wɔdi kan hwɛ sɛ onua anaa onuawa biara ho ye, ɔwɔ aduan, ntaade, ne baabi a ɔbɛda. Ɛno akyi no, ebia anuanom no behia nkuranhyɛ ne awerɛkyekye abosome pii. (Yoh. 21:15) Harold ka Baa Boayikuw bi ho, na ɔne anuanom bebree a atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho aka atwetwe nkɔmmɔ. Ɔka sɛ: “Egye bere ansa na anuanom no asan asi wɔn dedaw mu. Ebia nkakrankakra wɔbegye nea asi no atom na wɔatoa wɔn abrabɔ so. Nanso wɔn adɔfo bi a wɔahwere wɔn, wɔn agyapade bi a ɛsom bo a afi wɔn nsa, ne sɛnea wɔne owu bɔɔ mpunimpu no de, ɛwom ara a ebetumi abesi wɔn tirim. Sɛ nneɛma a ɛte saa besi wɔn tirim a, na akɔfa awerɛhodi no asan aba. Obi yɛ saa a, ɛnkyerɛ sɛ onni gyidi; nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔyɛ nipa.” Mpanyimfo de afotu a ɛwɔ Bible mu a ɛka sɛ “mo ne wɔn a wosu nsu” no yɛ adwuma.—Rom. 12:15. w22.12 22 ¶1; 24-25 ¶10-11
Memeneda, December 28
Monkɔ so nnantew honhom mu, na ɛremma munni ɔhonam akɔnnɔ akyi da.—Gal. 5:16.
Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi ayɛ adepa no, Yehowa yi ne yam ma yɛn ne honhom kronkron. Sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm a, na yɛrema honhom kronkron no akyerɛ yɛn kwan. Yɛkɔ asafo nhyiam nso a, yenya honhom kronkron. Kristofo nhyiam a ɛte saa ase no, yɛne yɛn nuanom a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ adepa te sɛ yɛn ara no tumi bɔ, na ɛhyɛ yɛn nkuran. (Heb. 10:24, 25; 13:7) Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yenni mmerɛwyɛ bi so a, ɔde ne honhom no bɛhyɛ yɛn den ama yɛakɔ so ako atia. Ɛwom sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi a, ebia ɛremma akɔnnɔ bɔne no ntu nyera, nanso ɛbɛboa yɛn ma yɛako atia nneɛma a ɛtwetwe saa akɔnnɔ bɔne no ba no. Sɛ yɛde nhyehyɛe bi a ɛma yɛne Yehowa ayɔnkofa mu yɛ den gu akwan mu, na nhyehyɛe a ɛte saa no tim a, ɛnsɛ sɛ yegyae, mmom, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kura mu na yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ adepa. w23.01 11 ¶13-14
Kwasida, December 29
Meremma biribiara mfa me nyɛ akoa.—1 Kor. 6:12.
Ɛwom sɛ Bible nyɛ apɔwmuden nhoma anaa nhoma a ɛkyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yedi ne nea ɛnsɛ sɛ yedi, nanso ɛma yehu Yehowa adwene wɔ nneɛma a ɛtete saa ho. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yehowa tu yɛn fo sɛ, “nneɛma a ebetumi apira” yɛn nipadua no, yenyi mfi yɛn akwan mu. (Ɔsɛnk. 11:10) Bible kasa tia adidi mmoroso ne asanom bebrebe efisɛ emu biara betumi adi yɛn awu. (Mmeb. 23:20) Yehowa pɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so na yɛannidi anaa yɛannom nsa antra so. (1 Kor. 9:25) Yebetumi de yɛn nyansa asisi gyinae a ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nkwa a Onyankopɔn de ama yɛn no paa. (Dw. 119:99, 100; Mmeb. 2:11) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛnyɛ biribiara na ɛsɛ sɛ yedi. Sɛ yɛn ani gye aduan bi ho, na yɛn ara yenim sɛ yedi a ɛma yɛyare a, ɛnyɛ obi na ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ yɛn sɛ yennyae di. Afei nso, sɛ yetumi da yiye, yɛtaa teɛteɛ yɛn apɔw mu, yedi yɛn ho ne yɛn afie ni a, ɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ yɛn ade nyansam. w23.02 21 ¶6-7
Dwoda, December 30
Bere a wokenkanee no, wotee ase dɛn?—Luka 10:26.
Worekan Bible a, wobɛyɛ dɛn ahu akorade wom? Hwɛ nea 2 Timoteo 3:16, 17 ka. Hyɛ no nsow sɛ ‘Kyerɛwnsɛm no nyinaa ye’ ma (1) nkyerɛkyerɛ, (2) kasakyerɛ, (3) nneɛma ateɛteɛ, (4) ɛteɛ yɛn so. Bible mu nhoma a wontaa nkan mpo no, wubetumi anya mfaso nnan yi afi mu. Nea worekan no, tweetwee mu hwɛ nea ɛkyerɛ wo fa Yehowa, n’atirimpɔw, anaa Bible nnyinasosɛm ho. Hwɛ sɛnea ɛrekasa kyerɛ wo. Ɔkwan a wobɛfa so ayɛ saa ni: hwɛ sɛnea nkyekyɛm no reboa wo ama woahu suban anaa nneyɛe bɔne a ɛsɛ sɛ wuyi fi w’akwan mu, na ama woakɔ so adi Yehowa nokware. Afei hwɛ sɛnea wode nea worekenkan no bɛteɛteɛ nneɛma, anaa wode bɛteɛ adwene a ɛnteɛ, te sɛ ebia asɛm bi a obi aka wɔ asɛnka mu. Afei nso, hwɛ sɛnea nkyekyɛm no teɛ wo so, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛtete wo ama woadwen te sɛ Yehowa. Sɛ woma nneɛma nnan yi tena w’adwenem a, wubehu akorade a ɛbɛboa wo ama woanya wo Bible akenkan so mfaso kɛse. w23.02 11 ¶11
Benada, December 31
N’ahenni nso, wɔrensɛe no da.—Dan. 7:14.
Nkɔmhyɛ foforo bi a ɛwɔ Daniel nhoma no mu no ka too hɔ sɛ, sɛ mmere nson a wɔahyɛ ho nkɔm no ba awiei a, Yesu nsa bɛka n’Ahenni no. Wohwɛ a, yebetumi ahu bere a saa anigyesɛm no sii anaa? (Dan. 4:10-17) “Mmere nson” no gyina hɔ ma mfe 2,520. Saa bere no hyɛɛ ase afe 607 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba). Ɔhene a otwa to a na ɔte Yehowa ahengua so wɔ Yerusalem no, saa bere no na Babilonfo tuu no ade so. “Mmere nson” no baa awiei afe 1914 bere a Yehowa de Yesu sii agua so sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no; ɔno na Ahenni no ‘yɛ ne dea.’ (Hes. 21:25-27) Sɛn na saa nkɔmhyɛ yi betumi aboa yɛn? Sɛ yɛte “mmere nson” ho nkɔmhyɛ no ase a, ɛbɛma yɛanya awerɛhyem sɛ Yehowa ma ne bɔhyɛ ba mu bere a wahyɛ no pɛpɛɛpɛ. Sɛnea Yehowa hyɛɛ bere pɔtee a Ahenni no befi ase adi tumi too hɔ no, saa ara na ɔbɛhwɛ ama nkɔmhyɛ a aka no nyinaa nso aba mu bere a wahyɛ no pɛpɛɛpɛ. Yehowa da no ‘renka akyi.’—Hab. 2:3. w22.07 3 ¶3-5