29 ELIA
“Me Nyankopɔn Ne Yehowa”
BERE a edi kan a Bible kaa Elia ho asɛm ne bere a ɔkɔɔ ɔhene bi anim kɔkaa atemmusɛm kyerɛɛ no. Enti nkurɔfo taa ka sɛ, ne ho asɛm pue wɔ Bible mu prɛko pɛ te sɛ aprannaa. Israel mmusuakuw du ahemman no, ahemfo nsia a wɔdii kan bae nyinaa, bɔne na wɔyɛe. Ahab a ɔtɔ so nson no koraa de, booboo; Yehowa hui sɛ ɔkyɛn wɔn a wɔdii kan bae nyinaa. Ahab waree Sidon hene babea bi a yɛfrɛ no Yesebel, na na ɔyɛ onipabɔnefo paa. Ahab som abosom, na ne yere de, ɔyɛɛ akyiwade koraa sen no. Ɔno mpo de, ɛbɛyɛ sɛ opiapiaa ne kunu Ahab ne ɔmanfo no ma wɔde wɔn mma bɔɔ afɔre maa Baal. Da bi, Yehowa somaa Elia kɔɔ Ahab anim ma ɔkɔkaa ɔhene no anim, na ɔkaa atemmusɛm kyerɛɛ no.
Wo de, twa ho mfoni hwɛ sɛ Elia retwa kwan tenten bi a ɛyɛ mmonkyemmɔnka. Ofi Gilead a ɛwɔ mmepɔw mu rekɔ Samaria kurow a afasu akɛse atwa ho ahyia no mu. Samaria na na Ɔhene Ahab asi n’ahemfie kɛse no. Ná wɔfrɛ ahemfie no “asonse fi,” na ebetumi aba sɛ nneɛma a ɛyɛ fɛ na ne bo yɛ den a wɔde sii nti na wɔfrɛɛ no saa. (1 Ahe. 22:39) Fa w’ani bu sɛ Elia akɔ ahemfie kokuroo no mu na wakogyina ɔhene anim reka akyerɛ no sɛ ne nyame Baal a ɔsom no no nni tumi biara! Elia rekɔ no nso, wannya ataade papa biara anhyɛ sɛ ataade a wɔde aboa nwi ayɛ, ɛnna ɔde aboa nhoma ayɛ abɔso kɛse nso abɔ ne mu. Afei nso fa no sɛ bere a ɔkɔe no, na Yesebel wɔ ɔhene no nkyɛn. Dɛn na anka ɔne ɔhene no de bɛyɛ Elia? Elia amma wei nyinaa anhunahuna no; mmom onyaa akokoduru ka kyerɛɛ wɔn sɛ Yehowa rebɛma ɔpɛ asi asaase no so, na nsu rentɔ mfe pii. Sɛ nsu bɛsan atɔ a, gye sɛ Yehowa asoma no abɛka akyerɛ wɔn ansa! Enti nea na odiyifo no repɛ akyerɛ ne sɛ, ɔhene ne ɔhemmaa no nyame a wɔsusuw sɛ ɔno na ɔma nsu tɔ no nni tumi biara a ɔde bɛma nsu atɔ.
Ɛyɛɛ dɛn na Elia nyaa akokoduru kasaa saa? Ɔno ara n’anom nsɛm ma yehu nea ɛboaa no ma onyaa akokoduru. Asɛm a ɔka kyerɛɛ ɔhene no, sei na ofii ase: “Sɛ́ Yehowa, Israel Nyankopɔn a mesom no no te ase yi.” Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase, “mesom no no,” ne nkyerɛase paa ne, “migyina n’anim.” Saa bere no, na Elia gyina ɔhenkɛse bi anim, nanso na ɔyɛ onipa. Enti na ne ho nhia nsen Yehowa Nyankopɔn a ogyina n’anim som no no. Nnipa ani so no, na Ahab ne Yesebel yɛ atumfoɔ a wɔn ho yɛ hu paa, nanso sɛ wode wɔn toto Yehowa ho a, na wɔmma koraa. Saa na na Elia hu no, enti ɛmaa no nyaa akokoduru!
Elia nyaa akokoduru kasa kyerɛɛ ɔhemmɔne bi ne ne yere, ne ɔman atuatewfo bi. Afei nso, bere a Elia bɔɔ hu no, ɔde ne ho too Yehowa so
Ɛnyɛ saa bere no nko ara na Elia de akokoduru som Yehowa. Bere a ɔpɛ sii a ɔkɔm bae no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ omfi kurow mu nkohintaw bon bi mu. Onyaa akokoduru tiee Yehowa, na subon mu nsu na ɔnomee, na nkwaakwaadabi nso na ɛbrɛɛ no aduan. Afei nso, bere bi Yehowa somaa no sɛ ɔnkɔ Sidon nkɔboa okunafo hiani bi a onyaa Yehowa mu gyidi kɛse. Ɛhɔ na na Yesebel a ɔmpɛ Elia asɛm no papa di hene. Nanso Elia nyaa akokoduru kɔe. Bere bi nso a na Baal adiyifo pɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ wɔn nyame no ho yɛ den sen Yehowa no, Elia nyaa akokoduru gyinaa ne Nyankopɔn ananmu ne Baal adiyifo 450 pem so wɔ Karmel Bepɔw so maa obiara hui sɛ Yehowa nko ara ne nokware Nyankopɔn no. Enti mpɛn pii na Elia kyerɛe sɛ ne din ne ne honam sɛ. Ne din no asekyerɛ ne, “Me Nyankopɔn Ne Yehowa.”
Ne nyinaa mu no, na “Elia yɛ onipa a ɔwɔ atenka te sɛ yɛn ara.” (Yak. 5:17) Ɔno nso, na ehu tumi ka no. Anwanwade a Elia yɛe wɔ Karmel Bepɔw so nyinaa akyi no, Ahab ansesa ne suban. Ne yere Yesebel nso kaa ntam sɛ ɔbɛma wɔakum odiyifo Elia. Ɛbaa saa no, ehu kaa odiyifo no. Enti oguan peree ne nkwa. Ne werɛ howee ara ma ɔka kyerɛɛ Yehowa mpo sɛ ɔpɛ sɛ owu, efisɛ ɔnsen n’agyanom a wɔawuwu dedaadaw no. Nanso Yehowa nyaa ne ho abotare tiee no. Akyiri yi, Elia kaa no mprenu kyerɛɛ ne Nyankopɔn no sɛ aka ɔno nko ara. Ɔsan kaa sɛ osuro, na wabrɛ agu kwa. Yehowa kaa ne diyifo no koma too ne yam maa no awerɛhyem sɛ ɛnkaa ɔno nko ara. Ɔma ohui sɛ ɔda so ara som bo ma no, na ɔbɛkɔ so de no adi dwuma. Yehowa yii obi a ɔbɛboa ne diyifo no na waka ne ho wɔ baabiara a ɔbɛkɔ. Afei nso, na Elia de ntetee bɛma no na ɔno nso atoa so ayɛ adiyifo adwuma no.
Enti ankyɛ na Elia siim kɔhwehwɛɛ saa ɔbarima no. Ná yɛfrɛ no Elisa. Wɔn mmienu kɔɔ so boom de akokoduru gyinaa Yehowa afã wɔ saa mmere bɔne no mu. Elisa boaa Elia a ne mfe akɔ anim no, na osuasuaa no. Yehowa mmoa so nti, Elia san nyaa akokoduru toaa so som Yehowa kosii sɛ owui.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Elia yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Adɛn nti na nkwaakwaadabi na Yehowa ma wɔde aduan kɔmaa Elia? (it “Kwaakwaadabi” ¶5-wcgr) A
Lior Kislev
Mfoni A
2. Anwanwade a Elia yɛe no, ebi ne dɛn? (it “Elia” No. 1 ¶11-wcgr)
3. Bere a Elia ne Baal adiyifo no de pem so wɔ Karmel Bepɔw so no, Elia ka kyerɛɛ mmarima bi sɛ wɔmfa nsu nhyɛ amena kɛse bi mu ma. Ɔpɛ bere saa de, ɛhe na wɔkonyaa nsu no fii? (ba 17 ¶3) B
Todd Bolen/BiblePlaces.com
Mfoni B: Karmel Bepɔw ne Mediterranea Po no ni
4. Ataade a Elia hyɛ de yɛɛ ne diyifo adwuma no, na egyina hɔ ma dɛn? Tow a ɔtow guu Elisa mmati so no, na ɛkyerɛ sɛn? (w14 2/1 12 ¶3)
Dɛn Na Woasua?
Sɛ yɛn nuanom abam bu a, dɛn na yebetumi ayɛ ama wɔaka nea ɛhaw wɔn no akyerɛ yɛn sɛnea Yehowa yɛ maa Elia no? (1 Ahe. 19:1-18) D
Mfoni D
Anhaw Elia sɛ ɔde ntetee bɛma Elisa ama ɔno nso abɛyɛ odiyifo. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua no, na yɛn nso yɛde ntetee ama afoforo ma wɔatumi aso asɛyɛde mu?
Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Elia akokoduru no?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Elia ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Hwɛ video yi, na wubehu nea Yehowa yɛ de hyɛɛ Elia den ma otumi yɛɛ adwuma a ɔde hyɛɛ ne nsa no.